Categories
Lewitikɔs

Lewitikɔs 11

Mmoa a wɔnnie ne deɛ wɔnnnie

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron see wɔn sɛ:

2 Monkasa nkyerɛ Israelfoɔ sɛ: Yeinom ne mmoa a monni wɔ asase so mmoa nyinaa mu:

3 Ntɔteboa mu wɔn a wɔwɔ tɔte a emu apaeɛ na wɔn tɔte mu apae koraa, na wɔpu deɛ wɔadie wesa no, ɛno na monnie.

4 Yeinom nko na monnnie, wɔn a wɔpu wesa anaa wɔn tɔte mu apaeɛ: Yoma, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, enti ne ho nte mma mo;

5 ne atwaboa, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho nte mma mo;

6 ne adanko, ɛfiri sɛ ɔpu wesa deɛ, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho nte mma mo;

7 ne prako, ɛfiri sɛ ne tɔte mu apae koraa deɛ, nanso ɔmpu nwesa, ne ho nte mma mo.

8 Monnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu; wɔn ho nte mma mo.

9 Yei ne deɛ monnie deɛ ɛwɔ nsuo mu nyinaa mu: Deɛ ɛwɔ ntɛtɛ ne abon, nsuo mu, ɛpo ne nsuwansuwa mu, ɛnonom na monnie.

10 Na biribiara a ɛnni ntɛtɛ ne abon, ɛpo ne nsuwansuwa mu, adeɛ a ɛwɔ nsuo mu nyinaa a nkwa wɔ mu nyinaa, ɛyɛ akyiwadeɛ ma mo.

11 Na ɛnyɛ mo akyiwadeɛ, monnni wɔn nam, na wɔn afunu nso, monkyi.

12 Adeɛ biara a ɛnni ntɛtɛ ne abon wɔ nsuo mu no yɛ mo akyiwadeɛ.

13 Na yeinom na monkyire ntuboa mu; monnni, wɔyɛ akyiwadeɛ: Ɔkɔdeɛ, ɔkɔrewa, ɔkomfufuo,

14 ɔkompɛtɛ, asansa, sɛdeɛ wɔn su teɛ,

15 ne anene ahodoɔ nyinaa,

16 sohori, anadwo-akorɔma, ɛpo so asomfenakatakyi, akorɔma, sɛdeɛ wɔn su teɛ,

17 ne patubiaa, ɛpo so anene, patukɛseɛ,

18 bakanoma, nantwinoma, ɔpɛtɛ,

19 sukɔnkɔn, asukɔnkɔn ahodoɔ, asɔkwaa ne apan.

20 Ntuboa manyamanya a wɔnante nan nnan so nyinaa nyɛ akyiwadeɛ mma mo.

21 Nanso yeinom na monnie ntuboa nyinaa a wɔnante nan nnan soɔ nyinaa mu, wɔn a wɔwɔ aprɛ mmienu wɔ wɔn nan soɔ a wɔde hurihuri asase so no;

22 wɔn mu deɛ monnie nie: Ntutummɛ ahodoɔ, nketekyire ahodoɔ, mfuntie ahodoɔ, mmɛbɛ ahodoɔ.

23 Na ntuboa manyamanya a wɔwɔ nan nnan nyinaa yɛ akyiwadeɛ ma mo.

24 Na yeinom na mode gu mo ho fi; obiara a ɔka wɔn afunu no ho nte kɔsi anwummerɛ.

25 Na obiara a ɔsoa wɔn afunu no, ɔnsi ne ntadeɛ, ɛfiri sɛ ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

26 Ntɔteboa a wɔn tɔte mu apaeɛ, nanso emu nwie paeɛ na wɔmpu nwesa no nyinaa ho nte mma mo; obiara a ɔka wɔn no, ne ho nte.

27 Na mmoa a wɔnam nan nnan soɔ nyinaa mu wɔn a wɔnam wɔn nsa ne wɔn nan mu no, wɔn ho nte mma mo; obiara a ɔka wɔn funu no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

28 Na deɛ ɔsoa wɔn funu bi no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; wɔn ho nte mma mo.

29 Na mmoa a wɔwea asase soɔ mu wɔn a wɔn ho nte mma mo nie: Ahweaa, akura, ne nkoterɛ ahodoɔ;

30 ne hwinamanhwan, ɔmampam, ɔkoterɛ, bɔmɔte ne abosomakoterɛ.

31 Yeinom ne wɔn a wɔn ho nte mma mo, mmoa a wɔwea nyinaa mu; sɛ wɔwu a, obiara a ɔka wɔn no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

32 Na adeɛ biara a wɔn mu bi awu atɔ soɔ no, ɛho nte: Dua adeɛ biara oo, atadeɛ oo, nwoma oo, awere oo, adeɛ biara a wɔde yɛ adwuma; wɔmfa nhyɛ nsuo mu, na ɛho nte kɔsi anwummerɛ ansa na ɛho ate.

33 Na kukuo biara a wɔn mu bi bɛhwe mu no, deɛ ɛwɔ mu nyinaa ho nte, na kukuo no nso mommɔ no.

34 Aduane a wɔdie biara a nsuo no bi bɛgu mu no ho nte, na anonneɛ biara a wɔnom adeɛ biara a ɛte saa mu no ho nte.

35 Na adeɛ biara a wɔn funu ho biribi bɛhwe soɔ, ɛho nte: Fononoo oo, bukyia oo, wɔmmubu: Ɛho nte, na mommu no sɛ ɛho nte.

36 Nanso nsuo aniwa anaa abura a nsuo wɔ mu deɛ, ɛho te ara; na biribiara a ɛka wɔn funu no, ɛho nte.

37 Na sɛ wɔn funu bi hwe kuadeɛ a wɔdua biara so a, kuadeɛ no ho te;

38 na sɛ wɔde nsuo gu kuadeɛ no so na wɔn afunu bi hwe so a, ɛho nte mma mo.

39 Na sɛ mmoa a modie no bi wu a, deɛ ɔka ne funu no ho nte kɔsi anwummerɛ.

40 Na deɛ ɔdi ne funu no bie no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ; na deɛ ɔsoa ne funu no nsi ne ntadeɛ, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

41 Na adeɛ biara a ɛwea fam yɛ akyiwadeɛ, monnni.

42 Adeɛ biara a ɛnam yafunu soɔ ne adeɛ biara a ɛnam nan nnan so kɔsi adeɛ biara a ɛwɔ nan bebree soɔ, wɔn a wɔwea fam nyinaa mu no, monnni, ɛfiri sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ.

43 Monnyɛ mo ho akyiwadeɛ wɔ mmoa a wɔwea no biara ho, na monnyɛ mo ho fi a ɛmma mo ho nteɛ wɔ wɔn ho.

44 Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti monte mo ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum, adeɛ biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho.

45 Na mene AWURADE a meyii mo Misraim asase so sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no; enti monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ meyɛ kronkron.

46 Yei ne aboa biara a wɔwɔ nsuo mu ne nnomaa ne aboa biara a wɔwea fam nyinaa ho mmara,

47 sɛ wɔmfa mpae adeɛ a ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ mu, ne mmoa a wɔdie ne mmoa a wɔnnie mu.

Categories
Lewitikɔs

Lewitikɔs 12

Awoɔ akyiri ahodwira

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔbaa bi nyinsɛn na ɔwo ɔbabanin a, ne ho nte nnanson te sɛ ne nsabuo nna mu a ne ho nteɛ no.

3 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔntwa abɔfra no twetia.

4 Na ɔntena tannan mu adaduasa nnammiɛnsa n’ahodwira mogya mu; ɔnnka ade kronkron biara na ɔmmma kronkronbea hɔ kɔsi sɛ n’ahodwira nna bɛwie duro.

5 Na sɛ ɔwo ɔbaa a, ne ho nte nnawɔtwe mmienu sɛ ne nsabuo nna mu, na ɔntena tannan mu adaduosia nnansia n’ahodwira mogya mu.

6 Na sɛ ahodwira nna no wie du ma ɔbabanin anaa ɔbabaa no a, ɔmfa odwanten ba a wadi afe a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aborɔnoma ba anaa anyankuku a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛma ɔsɔfoɔ no.

7 Na ɔmfa mmra AWURADE anim, na ɔmpata mma no, na ne ho nte mfiri ne mogyaguo no mu. Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔbaa a wawo ɔbabarima anaa ɔbabaa no.

8 Na sɛ ne nsa anso odwan ba so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra mmɛma, baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na baako nso nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na ne ho nte.

Categories
Lewitikɔs

Lewitikɔs 13

Kwata ho mmara

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2 Sɛ biribi ba onipa honam wedeɛ mu, sɛ nsoa oo, ntwintwameeɛ oo, ntampeɛ oo, na ɛdidi ne honam wedeɛ mu yɛ kwata ntotɔeɛ a, wɔmfa no mmrɛ Ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mma, asɔfoɔ no mu baako.

3 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ honam wedeɛ mu ntotɔeɛ no, na ntotɔeɛ no so nwi adane fitaa, na ntotɔeɛ no atotɔ mu asene ne honam wedeɛ no a, ɛyɛ kwata ntotɔeɛ; na ɔsɔfoɔ no hwɛ no a, ɔmmu no deɛ ne ho nteɛ.

4 Na sɛ ɛyɛ ne honam wedeɛ mu ntampeɛ fitaa, na sɛ wɔhwɛ na ɛntotɔ mu nsene ne wedeɛ no, na ɛso nwi nnanee fitaa a, ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no nto ɔyarefoɔ no mu nnanson.

5 Na ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no nhwɛ, na sɛ ɔhunu sɛ ntotɔeɛ no te sɛdeɛ ɛteɛ n’ani so na ɛnyerɛɛ ne wedeɛ mu a, ɔsɔfoɔ no nto no mu nnanson bio.

6 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ no da a ɛtɔ so nson no bio na sɛ ntotɔeɛ no ani adum na ɛntrɛɛ ne wedeɛ mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no sɛ deɛ ne ho teɛ, ɛyɛ ntwintwameeɛ; na ɔnsi n’atadeɛ na ne ho ate.

7 Nanso ɔde ne ho akɔkyerɛ ɔsɔfoɔ wɔ n’ahoteɛ ho no akyiri no, sɛ ntwintwameeɛ no yerɛ ne wedeɛ mu a, wɔmma ɔsɔfoɔ no nhwɛ no bio;

8 na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na hwɛ, ntwintwameeɛ no ayerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ kwata.

9 Sɛ kwata ntotɔeɛ wɔ onipa bi ho a, wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfoɔ no.

10 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na hwɛ, nsoa fitaa bi wɔ wedeɛ no mu a adane nwi no fitaa, na ɛnam mono repu nsoaeɛ no mu a,

11 ɛyɛ kwata dada a ɛwɔ ne honam wedeɛ mu, na ɔsɔfoɔ no mmu no sɛ ne ho nte. Ɔnnto no mu; na ne ho nte.

12 Na sɛ kwata no apue afiri wedeɛ mu akata ɔyarefoɔ no honam nyinaa firi n’atifi kɔsi ne nan ase, baabiara a ɔsɔfoɔ no ani bɛhwɛ no,

13 na ɔsɔfoɔ no hwɛ, na kwata no akata ne honam nyinaa so a, ɔmmu ɔyarefoɔ no sɛ ne ho te; ne ho nyinaa adane fitaa a, ne ho te.

14 Nanso berɛ biara a wɔbɛhunu ne ho ɛnam mono no, ne ho nte.

15 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ ɛnam mono no a, ɔmmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛnam mono no ho nte, ɛyɛ kwata.

16 Na sɛ ɛnam mono no sane dane fitaa, na ɔba ɔsɔfoɔ no nkyɛn,

17 na ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no adane fitaa a, ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ; ne ho ate.

18 Sɛ mpɔmpɔ si obi honam wedeɛ mu na ɛsa,

19 na soa fitaa bi anaa ntampeɛ fitaa a ɛbereɛ ba mpɔmpɔ no ananmu a, wɔmma ɔsɔfoɔ no nhwɛ.

20 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ɛhɔ atotɔ mu asene wedeɛ no na emu nwi adane fitaa a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ kwata ntotɔeɛ, apue wɔ mpɔmpɔ no mu.

21 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na sɛ nwi fitaa bi nni mu, na ɛntotɔɔ mu nsenee wedeɛ no na ani dum a, ɔsɔfoɔ no nto no mu nnanson;

22 na sɛ ɛyerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ: Ɛyɛ ntotɔeɛ.

23 Na sɛ ntampeɛ no te sɛdeɛ ɛteɛ na ɛnyerɛe a, ɛyɛ mpɔmpɔ no twa, na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ.

24 Anaasɛ ogya kuro bi ba honam wedeɛ no mu, na ekuro no so bɔn repu yɛ ntampeɛ a ɛhoa fitaa na emu gyegyeɛ anaasɛ ɛhoa fitaa,

25 na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntampeɛ no mu nwi adane fitaa na wɔhwɛ a atotɔ mu asene wedeɛ no a, ɛyɛ kwata, na apue ogya kuro no mu, na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ: Ɛyɛ kwata ntotɔeɛ.

26 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ enwi fitaa nni ntampeɛ no mu, na ɛntotɔɔ mu nsenee wedeɛ no, na ani dum a, ɔsɔfoɔ no nto no mu nnanson.

27 Na da a ɛtɔ so nson no, ɔsɔfoɔ no hunu sɛ ayerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ: Ɛyɛ kwata ntotɔeɛ.

28 Na sɛ ntampeɛ no te sɛdeɛ ɛteɛ na ɛnyerɛe wɔ wedeɛ no mu na ani dum a, ɛyɛ soa a ogya kuro no asoa, na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ; na ɛyɛ ogya kuro no bɔn.

29 Na ɔbarima anaa ɔbaa bi, sɛ biribi tɔ n’atifi anaa ne bɔgyesɛ mu,

30 na ɔsɔfoɔ no hwɛ ntotɔeɛ no, na sɛ atɔ mu asene wedeɛ no, na enwi kɔkɔɔ nhweanhweaa wɔ mu a, ɔsɔfoɔ no mmu no sɛdeɛ ne ho nteɛ; ɛyɛ ntutuiɛ, ɛyɛ etire anaa bɔgyesɛ mu kwata.

31 Na ɔsɔfoɔ no hwɛ ntutuiɛ ntotɔeɛ no, na sɛ ɛhɔ ntɔɔ mu nsenee wedeɛ no, na enwi tuntum nso nni mu a, ɔsɔfoɔ no nto deɛ ntutuiɛ atotɔ no no mu nnanson.

32 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ ɔyarefoɔ no da a ɛtɔ so nson no, na sɛ ntutuiɛ no nyerɛe na enwi kɔkɔɔ mmaa mu, na ntutuiɛ no ntɔɔ mu nsenee wedeɛ no a,

33 ɔnyi ne ho nwi, na ɔnnyi ntutuiɛ no so, na ɔsɔfoɔ no nto deɛ ntutuiɛ ayɛ no no mu nnanson bio.

34 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ ntutuiɛ no da a ɛtɔ so nson no, na sɛ ntutuiɛ no nyerɛɛ wedeɛ no mu na ɛhɔ ntɔɔ mu nsenee wedeɛ no a, ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ; na ɔnsi ne ntadeɛ na ne ho ate.

35 Na sɛ ɛno akyi, ntutuiɛ no yerɛ,

36 na ɔsɔfoɔ no hwɛ no, na sɛ ntutuiɛ no ayerɛ wedeɛ no mu a, ɔsɔfoɔ no nnhwehwɛ enwi kɔkɔɔ; ne ho nte.

37 Na sɛ ɔhunu ntutuiɛ no sɛ ɛte sɛdeɛ ɛteɛ na enwi tuntum afu mu a, na ntutuiɛ no asa; ne ho te, na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho teɛ.

38 Na sɛ ntampeɛ fitaa ba ɔbarima anaa ɔbaa wedeɛ ani,

39 na ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntampeɛ a ani dum fitaa wɔ wɔn honam wedeɛ mu a, ɛyɛ ɛyam a ayerɛ wedeɛ mu; ne ho te.

40 Na sɛ ɔbarima bi tiri pa a, ɔyɛ atipa; ne ho te.

41 Na sɛ n’apampam anim fam na apa a, ɔyɛ atipa; ne ho te.

42 Na sɛ biribi fitaa a ɛbereɛ tɔ n’atipa no mu anaasɛ n’apampam paeɛ no mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue n’atipa anaa n’apampam paeɛ no mu.

43 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ fitaa a ɛbereɛ asoa n’atipa no anaa n’apampam paeɛ no mu a ɛte sɛ honam wedeɛ mu kwata a,

44 ɔyɛ ɔkwatani; ne ho nte; buo na ɔsɔfoɔ no mmu no deɛ ne ho nteɛ; ne tiri so na ne ntotɔeɛ no wɔ.

45 Na ɔkwatani a yadeɛ no wɔ ne ho nsunsuane ne ntadeɛ mu, na ɔmpɛsɛ ne ti, na ɔnkata ne soro anofafa, na ɔnteam sɛ: Me ho nte, me ho nte!

46 Nna dodoɔ a yadeɛ no wɔ ne ho no, teɛ na ne ho nteɛ; ɔno nko na ɔntena, nsraban no akyi na ɔntena.

47 Na sɛ kwata ntotɔeɛ wɔ atadeɛ bi mu, sɛ ɛwɔ kuntutam anaa asaawatam,

48 anaa nsa anaa mfa a wɔde nwono asaawatam anaa kuntutam anaa nwoma anaa adeɛ biara a wɔde nwoma ayɛ mu,

49 na sɛ ntotɔeɛ no biri anaasɛ ɛbere ntoma anaa nwoma no anaa nsa anaa mfa no anaa adeɛ biara a wɔde nwoma ayɛ mu a, ɛyɛ kwata ntotɔeɛ, wɔmma ɔsɔfoɔ no nhwɛ.

50 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ ntotɔeɛ no a, ɔnto adeɛ a ntotɔeɛ no wɔ mu no mu nnanson.

51 Na ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔhunu sɛ ntotɔeɛ no ayerɛ atadeɛ no anaa nsa anaa mfa anaa nwoma no anaa biribiara a wɔde nwoma ayɛ no mu a, na ntotɔeɛ no yɛ kwata a ɛsɛe adeɛ; ɛho nte.

52 Na ɔnhye ntoma no, sɛ nsa no anaa mfa no oo, anaa kuntu anaa asaawa anaa nwoma adeɛ biara mu na ntotɔeɛ no wɔ oo, ɛfiri sɛ ɛyɛ kwata a ɛsɛe adeɛ. Ogya na wɔmfa nhyeɛ.

53 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no nterɛɛ atadeɛ no mu wɔ nsa anaa mfa anaa nwoma adeɛ biara mu a,

54 ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no nhyɛ na wɔnsi adeɛ a ntotɔeɛ no wɔ mu no, na ɔnto mu nnanson bio.

55 Na ntotɔeɛ no sie akyiri no ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ani nsakyerae na ɛnyerɛe nso a, ɛho nte, wɔmfa ogya nhye; ani akuku oo, akyire akuku oo, ɛyɛ nweweeɛ.

56 Na sɛ ne sie akyiri no ɔsɔfoɔ no hwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ani dum a, ɔnte mfiri ntoma no anaa nsa anaa mfa no mu.

57 Na sɛ wɔhunu bio wɔ ntoma no mu wɔ nsa anaa mfa anaa nwoma adeɛ biara mu a, ɛyɛ kwata a ɛrepue, wɔmfa ogya nhye deɛ ntotɔeɛ no wɔ mu no.

58 Na ntoma no, mfa anaa nsa anaa nwoma adeɛ biara a wɔbɛsie na ntotɔeɛ no bɛfiri mu no, wɔnsi bio na ɛho ate.

59 Yei ne mmara a ɛda hɔ ma kwata ntotɔeɛ, kuntutam anaa asaawatam anaa nsa anaa mfa anaa nwoma adeɛ biara mu, na wɔde abu no adeɛ a ɛho teɛ anaa adeɛ a ɛho nteɛ.

Categories
Lewitikɔs

Lewitikɔs 14

Akwatafoɔ ahodwira

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔkwatani, ɛda a wɔbu no sɛ ne ho ateɛ no. Wɔmfa no mmrɛ ɔsɔfoɔ no,

3 na ɔsɔfoɔ no mfiri adi nkɔ nsraban no akyi; na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na sɛ kwata ntotɔeɛ no asa ɔkwatani no ho a,

4 ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔmfa nnomaa a wɔn ho teɛ mmienu animono ne tweneduro dua ne koogyan ne adwera mma deɛ wɔrebɛte ne ho no mmra.

5 Na ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔnkum nnomaa no mu baako, ayowa bi mu, mmasuo so.

6 Na anomaa nikanfoɔ no deɛ, ɔmfa no ne tweneduro dua no ne koogyan ne adwera no, na ɔmfa ne nyinaa ne anomaa nikanfoɔ no mmɔ anomaa a wɔaku no mmasuo soɔ no mogya mu,

7 na ɔmfa mpete deɛ ɔbɛte ne ho afiri ne kwata ho no so mprɛnson, na ɔnte ne ho, na ɔnnyaa anomaa nikanfoɔ no mma no nkɔ wiram.

8 Na deɛ wɔate ne ho no nsi ne ntadeɛ na ɔnyi ne nwi nyinaa koraa, na ɔmfa nsuo nnware na ne ho ate; na ɛno akyiri no ɔmmra nsraban no mu, nanso ɔntena ne ntomadan akyi nnanson.

9 Na da a ɛtɔ so nson no, ɔnyi ne ho nwi nyinaa, ne tiri ne ne bɔgyesɛ ne n’anintɔnnwi nyinaa na ɔnyie; na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware ne honam, na ne ho ate.

10 Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa nnwanten mma mmienu a wɔdi mu, ne odwammaa bedeɛ baako a wadi afe a ɔdi mu, ne aduane afɔdeɛ esiam efaabupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre, ne ngo toa ma baako mmra.

11 Na ɔsɔfoɔ a ɔte ne ho no mfa ɔbarima a wɔrete ne ho no ne nnoɔma no mmɛgyina AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano.

12 Na ɔsɔfoɔ no mfa nnwanten no mu baako mmra, sɛ asodie ho afɔdeɛ ne ngo toa ma no, na ɔnhim no ohim afɔdeɛ, AWURADE anim;

13 na ɔnkum odwanten ba no deɛ wɔkum bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ, deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ asodie ho afɔdeɛ no nso yɛ asɔfoɔ no dea, te sɛ bɔne ho afɔdeɛ, ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.

14 Na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ mogya no bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano.

15 Na ɔsɔfoɔ no mfa ngo toa no mu bi nhwie ngu ɔno ara ne nsa benkum mu;

16 na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nifa mmɔ ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no mu, na ɔmfa ne nsateaa nka ngo no bi mpete mprɛnson, AWURADE anim;

17 na ngo a ɛbɛka ne nsam no, ɔsɔfoɔ no mfa bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano, asodie ho afɔdeɛ mogya no so;

18 na ngo a ɛbɛka ɔsɔfoɔ no nsam no, ɔnhwie ngu deɛ wɔrete ne ho no atifi, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, AWURADE anim.

19 Na ɔsɔfoɔ no mmɔ bɔne ho afɔdeɛ no, na ɔmpata mma deɛ wɔrete ne ho afiri ne ho fi mu no; na ɛno akyiri no, ɔnkum ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no;

20 na ɔsɔfoɔ no nhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ no afɔrebukyia no so, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no na ne ho ate.

21 Na sɛ ɔdi hia na ne nsa anso yeinom so a, ɛnneɛ ɔmfa odwanten ba baako mmɛyɛ asodie ho afɔdeɛ nyɛ ohim afɔdeɛ mfa mpata mma no, ne aduane afɔdeɛ esiam olonka abupɛn du mu baako a wɔde ngo afɔre, ne ngo toa ma

22 ne anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu a ne nsa bɛso soɔ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

23 na n’ahodwira da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no ahyiaeɛ ntomadan no ano, AWURADE anim.

24 Na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwanten ba no ne ngo toa ma no, na ɔnhim no ohim afɔdeɛ, AWURADE anim.

25 Na ɔnkum asodie ho afɔdeɛ dwanten ba no, na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ mogya no bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano;

26 na ɔsɔfoɔ no mfa ngo no ngu ɔno ara ne nsa benkum mu,

27 na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nifa nka ngo a ɛwɔ ne nsa benkum mu no bi mpete mprɛnson, AWURADE anim;

28 na ɔsɔfoɔ no mfa ngo a ɛwɔ ne nsam no bi nkeka deɛ wɔrete ne ho no aso nifa ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie ano, deɛ asodie ho afɔdeɛ no mogya no wɔ no;

29 na ngo a ɛbɛka ɔsɔfoɔ no nsam no, ɔnhwie ngu deɛ wɔrete ne ho no atifi mfa mpata mma no, AWURADE anim.

30 Na ɔmfa anyankuku anaa mmorɔnoma mma a ne nsa bɛso soɔ no mu baako,

31 adeɛ a ne nsa bɛso soɔ no mu baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mpae aduane afɔdeɛ no so, na ɔsɔfoɔ no mpata mma deɛ wɔrete ne ho no, AWURADE anim.

32 Yei ne mmara a ɛda hɔ ma deɛ kwata atotɔ no a ne nsa nso n’ahodwira adeɛ soɔ no.

Adan a wɔagu ho fi

33 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

34 Sɛ moduru Kanaan asase a mede merema mo sɛ monni soɔ no so, na sɛ mede kwata ntotɔeɛ metotɔ mo dibea asase no so fie bi ho a,

35 ɛnneɛ efie no wura no mmra mmɛka nkyerɛ ɔsɔfoɔ no sɛ: Ɛyɛ me sɛ biribi a ɛte sɛ ntotɔeɛ wɔ me fie hɔ.

36 Na ɔsɔfoɔ no nhyɛ mma wɔnyi efie no mu nnoɔma mfiri adi ansa na ɔsɔfoɔ no ahyɛne mu akɔhwɛ ntotɔeɛ no, na efie no mu nnoɔma nyinaa ho angu fi; na ɛno akyiri no ɔsɔfoɔ no nhyɛne mu nkɔhwɛ efie no.

37 Na ɔsɔfoɔ no hwɛ ntotɔeɛ no, na sɛ ntotɔeɛ no wɔ efie no fasuo ho, nkekaeɛ apopobibire anaa kɔkɔɔ, na ani atotɔ mu asene ɔfasuo no a,

38 ɔsɔfoɔ no mfiri efie no mu mmra ɛpono ano, na ɔnto efie no mu nnanson.

39 Na sɛ ɛda a ɛtɔ so nson no ɔsɔfoɔ no sane ba, na ɔbɛhwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ayerɛ efie no fasuo ho a,

40 ɔsɔfoɔ no mma wɔntutu aboɔ a ntotɔeɛ no wɔ mu no nto ngu kuro no akyi deɛ ɛhɔ nteɛ;

41 na wɔnwewɛre efie no mu nhyia, na wɔmfa dɔteɛ a wɔwewɛreeɛ no nkɔgu kuro no akyi deɛ ɛhɔ nteɛ;

42 na wɔmfa aboɔ foforɔ nhyehyɛ aboɔ no ananmu, na wɔmfa dɔteɛ foforɔ mma efie no ho.

43 Na sɛ aboɔ no tutuo ne efie no ho wewerɛ ne ɛho ma akyiri no ntotɔeɛ no sane bɛpue efie no mu,

44 na ɔsɔfoɔ no ba na ɔbɛhwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no ayerɛ efie no mu a, ɛyɛ efie no mu kwata a ɛsɛe adeɛ; ɛho nte.

45 Enti ɔnnwiri efie no ngu fam, n’aboɔ ne ne mpuna ne efie no ho dɔteɛ nyinaa, na ɔnsesa mfiri adi nkɔ kuro no akyi nkɔgu deɛ ɛhɔ nteɛ.

46 Na deɛ ɔbɛkɔ efie no mu nna a wɔato mu nyinaa no, ne ho nte kɔsi anwummerɛ,

47 na deɛ ɔda efie hɔ no nsi ne ntadeɛ, na deɛ ɔdidi fie hɔ no nsi ne ntadeɛ.

48 Na sɛ efie no ho ma akyi ɔsɔfoɔ no ba bɛhwɛ, na sɛ ntotɔeɛ no nyerɛɛ efie no mu a, ɛnneɛ ɔsɔfoɔ no mmu efie no sɛ ɛho te, ɛfiri sɛ ntotɔeɛ no asa.

49 Na ɔmfa nnomaa mmienu ne tweneduro dua ne koogyan ne adwera nnwira efie no.

50 Na ɔnkum nnomaa no mu baako ayowa mu, mmasuo so,

51 na ɔmfa tweneduro dua ne adwera ne koogyan ne anomaa animono no mmɔ anomaa a wɔaku no no mogya ne mmasuo no mu, na ɔmfa mpete efie no ho mprɛnson,

52 na ɔmfa anomaa no mogya ne mmasuo ne anomaa animono no ne tweneduro dua ne adwera ne koogyan no nnwira efie no,

53 na ɔnnyaa anomaa animono no kuro no akyi mma no nkɔ wiram, na ɔmpata mma efie no, na ɛho ate.

54 Yei ne mmara a ɛda hɔ ma kwata ntotɔeɛ nyinaa ne ntutuiɛ,

55 ne ntoma ne efie ho kwata,

56 nsoa ne ntwintwameeɛ ne ntampeɛ,

57 sɛ ɛnkyerɛkyerɛ berɛ a adeɛ ho nteɛ ne berɛ a ɛho teɛ mu; yei ne kwata ho mmara.

Categories
Lewitikɔs

Lewitikɔs 15

Mmarima ahosene fi

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2 Monkasa nkyerɛ Israelfoɔ no nse wɔn sɛ: Ɔbarima biara sɛ ne ho sene gu a, n’ahosene no nti ne ho nte.

3 Na deɛ ɛgu ne ho fi n’ahosene no mu nie: Sɛ n’ahosene firi ne honam anaasɛ n’ahosene ma ne honam ano si a, ɛyɛ ne ho figuo.

4 Mpa biara a deɛ ne ho sene no bɛda so no ho nte, na adeɛ biara a ɔbɛtena soɔ no ho nte.

5 Na deɛ ɔka ne mpa no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ;

6 na deɛ ɔtena adeɛ a deɛ ne ho sene no tenaa soɔ no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

7 Na deɛ ɔka deɛ ne ho sene no honam no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware na ne ho nte kɔsi anwummerɛ;

8 na sɛ deɛ ne ho sene no to ntasuo gu deɛ ne ho teɛ so a, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

9 Na aboa so adwa biara a ɔhosenefoɔ no bɛtena soɔ no ho nte; na obiara a ɔka biribiara a ɛwɔ ɔhosenefoɔ no ase no ho nte kɔsi anwummerɛ.

10 Na deɛ ɔsoa saa adeɛ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

11 Na obiara a ɔhosenefoɔ no amfa nsuo anhohoro ne nsa na ɔbɛka no no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

12 Na kukuo a ɔhosenefoɔ no bɛka no, wɔmmɔ, na dua adeɛ biara deɛ, wɔmfa nsuo nhohoro ho.

13 Na sɛ ɔhosenefoɔ no ho te firi n’ahosene no mu a, ɔnkan nnanson ngu n’ahofire so, na ɔnsi ne ntadeɛ, na ɔmfa mmasuo nnware ne honam, na ne ho ate.

14 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔmfa mma ɔsɔfoɔ no.

15 Na ɔsɔfoɔ no mfa baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako no nso ɔmfa nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no AWURADE anim mfiri n’ahosene no mu.

16 Na sɛ ɔbarima bi ahoba firi ne mu a, ɔmfa nsuo nnware ne honam nyinaa, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

17 Na ntoma biara anaa nwoma biara a ahoba bɛgu mu no, wɔmfa nsuo nsi, na ɛho nte kɔsi anwummerɛ.

18 Na sɛ ɔbarima ne ɔbaa da na ahoba gu no a, wɔmfa nsuo nnware na wɔn ho nte kɔsi anwummerɛ.

Mmaa ahosene fi

19 Na ɔbaa sɛ ne ho sene na mogya firi ne honam mu gu a, ɔntena ne nsabuo no mu nnanson, na obiara a ɔka no no ho nte kɔsi anwummerɛ.

20 Na adeɛ biara a ɔda soɔ ne nsabuo mu no ho nte, na adeɛ a ɔtena soɔ no ho nte.

21 Na obiara a ɔka ne mpa no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ;

22 na obiara a ɔka adeɛ biara a watena soɔ no, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware na ne ho nte kɔsi anwummerɛ;

23 na sɛ biribi wɔ mpa no so anaasɛ adeɛ a watena soɔ no so a, obi ka a, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

24 Na sɛ ɔbarima ne no da na ne nsabuo adeɛ no bi ka ne ho a, ne ho nte nnanson, na ne mpa a ɔda soɔ no nyinaa ho nte.

25 Na ɔbaa sɛ ne ho sene mogya gu nna pii, na ɛnyɛ ne nsabuo berɛ, anaasɛ ne ho sene tra ne nsabuo a, ɛnneɛ n’ahosene a ɛho nteɛ nna no nyinaa ne ho nte te sɛ ne nsabuo nna mu.

26 Ne mpa a ɔda soɔ biara n’ahosene nna nyinaa mu no nyɛ no sɛ ne nsabuo mpa, na adeɛ biara a ɔtena soɔ no ho nte sɛ ne nsabuo mu deɛ no.

27 Na obiara a ɔka nnoɔma yi no ho nte, na ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

28 Na sɛ ne ho te firi n’ahosene no mu a, ɔnkan nnanson mfa, na ɛno akyiri no ne ho ate.

29 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ ɔsɔfoɔ, ahyiaeɛ ntomadan no ano.

30 Na ɔsɔfoɔ no mfa baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, na baako no ɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, AWURADE anim, mfiri n’ahosene a ɛho nteɛ no mu.

31 Na momma Israelfoɔ no nyi wɔn ho mfiri wɔn fi mu, na wɔanwuwu wɔn fi mu sɛ wɔrekɔgu me tenabea a ɛwɔ wɔn mu no ho fi.

32 Yei ne mmara a ɛda hɔ ma deɛ ne ho sene ne deɛ ne ho nsuo firi ne mu gu ne ho fi,

33 ne ɔbaa a ne ho nyɛ no den ne nsabuo mu, ne deɛ ne ho sene, ɔbarima oo, ɔbaa oo, ne ɔbarima a ɔne ɔbaa a ne ho nteɛ bɛda.

Categories
Lewitikɔs

Lewitikɔs 16

Mpata Da

1 Na Aaron mma baanu no wuo a wɔbaa AWURADE anim na wɔwuiɛ no akyiri no, AWURADE kasa kyerɛɛ Mose,

2 na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa kyerɛ wo nua Aaron sɛ ɔnnhyɛne kronkronbea hɔ nnkɔ ntwamutam no akyi mpata adwa a ɛwɔ adaka no soɔ no anim berɛ nyinaa mu, na wanwu, ɛfiri sɛ mununkum no mu na meyi me ho mekyerɛ, mpata adwa no so.

3 Na yei ne deɛ Aaron mfa nhyɛne kronkronbea hɔ: Nantwininiburuwa a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

4 Ɔnhyɛ nwera atadeɛ kronkron no, na nwera twakoto nkata ne ho, na nwera aboomu no mmɔ n’asene, na ɔmmɔ nwera abotitene no, yei ne ntade kronkron no; ɔmfa nsuo nnware ne ho ansa na wahyɛ.

5 Na ɔnnye Israel asafo no hɔ mpapo mmienu, na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ, ne odwennini baako, na wɔmfa mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

6 Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra, na ɔmfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie.

7 Na ɔmfa mpapo mmienu no mmɛgyina AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano.

8 Na Aaron ntwe mpapo mmienu no so tonto, AWURADE tonto baako ne Asaseltonto baako.

9 Na Aaron mfa ɔpapo a AWURADE tonto bɔɔ no no mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ.

10 Na ɔpapo a Asasel tonto bɔɔ no no, ɔmfa no animono nnyina AWURADE anim mfa mpata mma no na wɔnkɔgya no nkɔ serɛ so mma Asasel.

11 Na Aaron mfa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no mmra mfa mpata mma ɔno ara ne ho ne ne fie, na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ nantwinini a ɛyɛ ne deɛ no.

12 Na ɔmfa ogyasɔ adeɛ nnyansramma ma mfiri afɔrebukyia no so, AWURADE anim, ne aduhwam a wɔasi no fekɔfekɔ ne nsa mmienu ma, na ɔmfa nkɔ ntwamutam no akyi.

13 Na ɔmfa aduhwam no ngu ogya no so, AWURADE anim, na aduhwam no wisie nkata mpata adwa a ɛwɔ Adanseɛ no soɔ no ho, na wanwu.

14 Na ɔmfa nantwinini no mogya no bi, na ɔmfa ne nsateaa nka mpete mpata adwa no so anim fam, na ɔmfa ne nsateaa nka mogya no bi mpete mpata adwa no anim hɔ mprɛ nson.

15 Na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ papo a ɔyɛ ɔman no deɛ no, na ɔmfa ne mogya nkɔ ntwamutam no akyi, na ɔmfa mogya no nyɛ sɛdeɛ ɔde nantwinini no mogya no yɛeɛ no, na ɔmfa mpete mpata adwa no so ne mpata adwa no anim,

16 na ɔmpata mma kronkronbea no, Israelfoɔ no afideɛ, ne wɔn mmara a wɔto, wɔn bɔne nyinaa nti; na saa na ɔnyɛ mma ahyiaeɛ ntomadan a ɛsi wɔn mu ɛsiane wɔn afideɛ no nti.

17 Na onipa biara nntena ahyiaeɛ ntomadan no mu, berɛ a ɔhyɛne hɔ kɔpata kronkronbea no mu, kɔsi sɛ ɔbɛfiri adie a wapata ama ɔno ara ne ne fie ne Israelfoɔ asafo nyinaa.

18 Na ɔmfiri adi mmra afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no ho, na ɔmpata mma no, na ɔmfa nantwinini no mogya no bi ne ɔpapo no mogya no bi nkeka afɔrebukyia no mmɛn ho nhyia,

19 na ɔmfa ne nsateaa nka mogya no bi mpete so mprɛ nson, na ɔnte ho nyɛ no kronkron mfiri Israelfoɔ no afideɛ mu.

20 Na sɛ ɔpata ma kronkronbea ne ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no wie a, ɔmfa ɔpapo animono no mmra.

21 Na Aaron mfa ne nsa mmienu ngu ɔpapo animono no atifi, na ɔnka Israelfoɔ no mfomsoɔ nyinaa ne wɔn mmarato nyinaa sɛdeɛ wɔn bɔne teɛ no ɔmfa ngu ɔpapo no atifi, na ɔmma ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ nkɔgyaa no mma no nkɔ ɛserɛ so,

22 na ɔpapo no nsoa wɔn mfomsoɔ nyinaa mfa nkɔ asase fo so.

23 Na Aaron nhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu, na ɔnyi nwera atadeɛ a ɔhyɛ kɔɔ kronkronbea no, na ɔnnya no hɔ.

24 Na ɔmfa nsuo nnware ne ho deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, na ɔnhyɛ ne ntadeɛ na ɔmfiri adi nkɔbɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne ɔman no hyeɛ afɔdeɛ, na ɔmpata mma ɔno ara ne ho ne ɔman no.

25 Na ɔnhye bɔne ho afɔdeɛ sradeɛ no afɔrebukyia no so.

26 Na deɛ ɔde ɔpapo no kɔ kɔgyaa no maa Asasel no nsi ne ntadeɛ, na ɔmfa nsuo nnware ne ho, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsraban no mu.

27 Na bɔne ho afɔdeɛ nantwinini ne bɔne ho afɔdeɛ papo a wɔde wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔpataeɛ no, wɔmfa wɔn mfiri nkɔ nsraban no akyi, na wɔmfa ogya nhye wɔn nwoma ne wɔn nam ne wɔn agyanan.

28 Na deɛ ɔkɔ kɔhyeeɛ no nsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware ne ho, na ɛno akyi ansa na waba nsraban no mu.

29 Na yei nyɛ mo daa ahyɛdeɛ: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so du no, mommrɛ mo ho ase, kuromani oo, ɔhɔhoɔ a ɔbɛsoɛ mo mu oo, monnyɛ adwuma biara.

30 Na da no na wɔpata ma mo de dwira mo, na mo ho ate afiri mo bɔne nyinaa mu, AWURADE anim.

31 Ɛnyɛ mo ɔhome mu homeda na mommrɛ mo ho ase: Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ.

32 Na mpata no, ɔsɔfoɔ a wɔasra no ngo a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔnni sɔfoɔ nsi n’agya ananmu no na ɔmpata, na ɔnhyɛ nwera ntadeɛ no, ntade kronkron no,

33 na ɔmpata mma kronkronbea kronkron no, na ɔmpata mma ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no, na ɔmpata mma ɔsɔfoɔ no ne ɔman asafo mu no nyinaa.

34 Na yei nyɛ mo daa ahyɛdeɛ na wɔde apata ama Israelfoɔ afiri wɔn bɔne nyinaa mu prɛko daa afirinhyia. Na Mose yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no.

Categories
Lewitikɔs

Lewitikɔs 17

Mmoa no kum

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE ahyɛ ho mmara sɛ:

3 Obiara a ɔwɔ Israel fie a ɔkum nantwie anaa odwanten anaa abirekyie nsraban no mu anaasɛ ɔku no nsraban no akyire,

4 na ɔmfa mma ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛdeɛ mma AWURADE wɔ tenabea anim no, wɔbɛbu mogya agu ne so, waka mogya agu, na wɔbɛtwa saa onipa no afiri ne man mu atwene,

5 na ama Israelfoɔ de wɔn afɔdeɛ a wɔkum wɔ ɛserɛ soɔ no abrɛ asɔfoɔ no ama wɔde abrɛ AWURADE wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔakum abɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ.

6 Na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no mpete AWURADE afɔrebukyia no so, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔnhye sradeɛ no na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE.

7 Na wɔnnkum wɔn afɔrebɔdeɛ mmma mpapo abosom a wɔdi wɔn akyiri adwamammɔ soɔ no bio. Na ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma wɔn, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

8 Na wɔn deɛ, ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ bie,

9 na wamfa amma ahyiaeɛ ntomadan ano ammɛbɔ amma AWURADE no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.

10 Na obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔdi mogya biara no, mɛma m’ani asa saa ɔkra a ɔdi mogya no, na matwa no afiri ne man mu atwene.

11 Ɛfiri sɛ ɔhonam biara nkwa wɔ mogya no mu, na mede ama mo, afɔrebukyia no so sɛ wɔmfa mpata mma mo ho; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.

12 Ɛno nti na mese Israelfoɔ sɛ: Mo mu biara nnni mogya, na ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no nso nnni mogya.

13 Na obiara a ɔfiri Israel mma ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu no a wɔyɛ ha kum aboa anaa anomaa a wɔdie no, wɔnhwie ne mogya ngu na wɔmfa dɔteɛ nkata so.

14 Na ɔhonam nyinaa deɛ, ne mogya ne ne nkwa, enti na mese Israelfoɔ sɛ: Monnni nam biara mogya, ɛfiri sɛ honam nyinaa nkwa ne ne mogya; obiara a ɔdie no, wɔbɛtwa no atwene.

15 Na obiara a ɔdi deɛ wawuo anaasɛ deɛ wɔatete no, kuromani oo, ɔhɔhoɔ oo, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ ansa na ne ho ate;

16 na sɛ wansi ne ntadeɛ na wannware ne ho a, ɛnneɛ ɔnsoa ne mmusuo.

Categories
Lewitikɔs

Lewitikɔs 18

Nna mu akyiwadeɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

3 Misraim asase a motenaa soɔ no so nneyɛɛ deɛ, monnyɛ. Na Kanaan asase a mede mo rekɔ soɔ no so nneyɛɛ nso, monnyɛ, na monnni wɔn ahyɛdeɛ so.

4 M’atemmudeɛ na monyɛ, na monkora m’ahyɛdeɛ sɛ mobɛdi soɔ.

5 Mene AWURADE mo Nyankopɔn. Na monkora m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ a onipa a ɔyɛ no bɛnya mu nkwa no. Mene AWURADE.

6 Obiara nnkɔ ne bogya biara a ɔyɛ ne honam no ho nnkɔyi n’adagya so. Mene AWURADE.

7 Nyi w’agya anaa wo na adagya so; wo na ne no, nyi n’adagya so.

8 Nyi w’agya yere adagya so; w’agya adagya ne no.

9 Wo nuabaa a ɔyɛ w’agya ba anaa wo na ba no, wɔwoo no efie oo, wɔwoo no baabi oo, nyi wɔn adagya so.

10 Wo babanin babaa anaa wo babaa babaa, nyi wɔn adagya so, ɛfiri sɛ ɛyɛ w’adagya.

11 W’agya yere babaa a w’agya awo no no, ɔyɛ wo nuabaa, nyi n’adagya so.

12 Nyi w’agya nuabaa adagya so; ɔyɛ w’agya honam.

13 Nyi wo na nuabaa adagya so, ɛfiri sɛ ɔyɛ wo na honam.

14 Nyi w’agya nuabarima adagya so nkɔ ne yere ho; wo na kumaa ne no.

15 Nyi w’ase adagya so; wo babarima yere ne no, nyi n’adagya so.

16 Nyi wo nua yere adagya so; ɛyɛ wo nua adagya.

17 Nyi ɔbaa bi ne ne ba adagya so; mfa ne babanin babaa anaa ne babaa babaa nyi wɔn adagya so; ne honam ne wɔn; ɛyɛ abusudeɛ.

18 Na mfa ɔbaa ne ne nua nware sɛ wobɛma wɔatwe kora, sɛ ɔda so te aseɛ no, wobɛyi n’adagya so aka ne ho.

19 Na nkɔ ɔbaa a ne nsabuo mu ne ho nteeɛ no ho nkɔyi n’adagya so.

20 Na wo ne wo yɔnko yere nnna, na mfa wo ho nsuo mma no mfa ngu wo ne no ho fi.

21 Na mfa w’asefoɔ mu bi mmɔ afɔdeɛmmma Molek, na ngu wo Nyankopɔn din ho fi; mene AWURADE.

22 Na wo ne ɔbarima nnna ɔbaa nna; ɛyɛ akyiwadeɛ.

23 Wo ne aboa biara nnna mmfa nngu wo ho fi; na ɔbaa bi nnnyina aboa bi anim nnnane ne ho mmma no; ɛyɛ basabasayɛ.

24 Mommfa nnoɔma yi biara nngu mo ho fi, ɛfiri sɛ yeinom nyinaa na amanaman a merebɛtu wɔn afiri mo anim yi de agu wɔn ho fi,

25 na asase no so agu fi, enti na meretua ɛso amumuyɛ no so ka, na asase no afe ɛsotefoɔ no agu.

26 Na mo deɛ, monni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so, na monnyɛ saa akyiwadeɛ yi mu biara, kuromani oo, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu oo,

27 ɛfiri sɛ saa akyiwadeɛ yi nyinaa na asase no sofoɔ a wɔdi mo anim no ayɛ, na asase no so agu fi.

28 Na asase no amfe mo angu sɛ moagu ho fi, sɛdeɛ ɛfee amanaman a wɔdii mo anim no guiɛ no.

29 Na obiara a ɔbɛyɛ saa akyiwadeɛ yi mu biara no, wɔbɛtwa wɔn a wɔyɛ no afiri wɔn man mu atwene.

30 Enti monhwɛ m’ahwɛdeɛ, na moanyɛ ahyɛdeɛ a wɔkyire a wɔdii mo anim yɛeɛ no amfa angu mo ho fi: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Categories
Lewitikɔs

Lewitikɔs 19

Mmara ahodoɔ bi ntimu

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ me, AWURADE mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.

3 Mo mu biara mmu ne na ne n’agya, na monni me home nna no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

4 Monnnane mo ho nnkɔ abosonhuhuo no nkyɛn, na monnyɛ ahoni a wɔaguo te sɛ anyame mmfa: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

5 Na sɛ mobɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma AWURADE a, mommɔ no sɛdeɛ ɛbɛma moasɔ ani:

6 Da a mokum no ara na wɔnnie, ne n’adekyeeɛ, na deɛ ɛbɛka akɔduru nnansa no, wɔmfa ogya nhye.

7 Na sɛ wɔdi no da a ɛtɔ so mmiɛnsa no a, ɛyɛ akyiwadeɛ, ɛnsɔ ani;

8 na deɛ ɔdie no bɛsoa ne mmusuo, ɛfiri sɛ AWURADE akronkronneɛ na wagu ho fi, na wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.

9 Na sɛ motwa mo asase so nnɔbaeɛ a, nwie wo nkwanseɛ deɛ no twa, na nni w’afuomdeɛ no mu mpɛpɛ;

10 na wo bobe turo nso, nni mu mpɛpɛ, na wo turo mu aba a ɛgugu fam no, ntase; gya ma ohiani ne ɔhɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

11 Mommmɔ korɔno, na monnni kusum, na obiara nntwa ne yɔnko nkontompo.

12 Na monnka me din ho ntam atorɔ mu, na woanhura wo Nyankopɔn din ho: Mene AWURADE.

13 Nni wo yɔnko amim na ntwa no dwo. Mma wo paani akatua nnka wo nkyɛn mma adeɛ nnkye.

14 Nnome ɔsotifoɔ na mfa suntidua nto onifirani anim, na suro Onyankopɔn: Mene AWURADE.

15 Monntwa atemmuo mu nkontompo. Nhwɛ mmɔborɔni anim, na nyɛ deɛ ɛbɛsɔ otumfoɔ ani; tenenee mu na bu wo yɔnko atɛn.

16 Nkyini wo nkurɔfoɔ mu nni nsekuro; nsɔre ntia wo yɔnko mogya. Mene AWURADE.

17 Ntane wo nua w’akoma mu; ka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne.

18 Ntɔ were na nnya wo nkurɔfoɔ mu biara ho menasepɔ, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho: Mene AWURADE.

19 Monni m’ahyɛdeɛ so. Mma w’afieboa nnni afrafra mmforo wɔn ho; w’afuo nso, mfa adeɛ mfrafra nnua mu, na mma ntoma ahodoɔ mmienu nsasaawa nnka wo ho.

20 Sɛ ɔbarima bi ne ɔbaa da na ɔde ne ho ka no, na ɔbaa no yɛ afenaa a wɔde no ama obi awareɛ, na gyeɛ na wɔnnya nnyee no anaasɛ wɔnnya mfaa ne ho nkyɛɛ no a, wɔmpeepee mu ntwe wɔn aso, na wɔnnku wɔn, ɛfiri sɛ ɔnne ne ho.

21 Na ɔbarima no mfa n’asodie ho afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, ahyiaeɛ ntomadan no ano, asodie ho afɔdeɛ dwennini na ɔmfa mmra.

22 Na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwennini no mpata mma no, AWURADE anim, bɔne a wayɛ no nti, na wɔde ne bɔne a wayɛ no akyɛ no.

23 Na sɛ moduru asase no so na motɛ dua biara a wɔdie a, mommu n’aba no sɛ momonotodeɛ; mfeɛ mmiɛnsa na ɛnyɛ mo momonotodeɛ, wɔnnni;

24 na afe a ɛtɔ so nnan no, ɛso aba nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE ayeyie;

25 na afe a ɛtɔ so nnum no, monni n’aba, na ne nnɔbaeɛ nkɔ so nnɔɔso mma mo: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

26 Mommfa mogya nnka biribi ho nnni. Monnni adebisasɛm na monngoro abayigorɔ.

27 Monnkonton mo nwi ano, na nsɛe wo bɔgyesɛ ano.

28 Mommotabota mo ho mmma awufoɔ, na monnkurukyire mo ho atwerɛ biara: Mene AWURADE.

29 Nhura wo babaa ho mma no mmmɔ adwaman, na asase no ammɔ adwaman, na mmusuo anyɛ asase no so ma.

30 Monni me home nna na monsuro me kronkronbea no: Mene AWURADE.

31 Monnnane mo ho nnkɔ ɔdebisafoɔ nkyɛn, na monnhwehwɛ adunsinfoɔ akyiri kwan mmfa nngu mo ho fi wɔ wɔn ho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

32 Fa obuo ma ɔpanin, aane di akɔkoraa ni, na suro wo Nyankopɔn: Mene AWURADE.

33 Na sɛ ɔhɔhoɔ bi bɛsoɛ mo asase so a, monnhyɛ ne so.

34 Ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu nyɛ mo sɛ mo kuromani bi, na dɔ no sɛ wo ho, ɛfiri sɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

35 Monntwa atemmuo mu nkontompo, adesusuo, adekarie ne adehyɛ mu;

36 nsania tee, abrammoɔ tee, efa tee ne susutoa tee na monkura: Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase soɔ no.

37 Na monni m’ahyɛdeɛ nyinaa ne m’atemmudeɛ nyinaa so nyɛ: Mene AWURADE.

Categories
Lewitikɔs

Lewitikɔs 20

Asoɔden ho asotwe

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Obiara a ɔfiri Israelfoɔ anaa ahɔhoɔ a wɔabɛtena Israel mu no mu a ɔde ne mma mu bi ma Molek no, kum na wɔnku no; asase no sofoɔ nsi no aboɔ.

3 Na me nso mɛma m’ani asa onipa no, na matwa no afiri ne man mu atwene, ɛfiri sɛ, ɔde ne mma mu bi ama Molek de agu me kronkronbea no ho fi na wahura me din kronkron no ho.

4 Na sɛ ɔde ne mma mu bi ma Molek na asase no sofoɔ no bu wɔn ani gu saa onipa no so na wɔanku no a,

5 me deɛ, mɛma m’ani asa onipa no ne n’abusua, na mɛtwa ɔno ne wɔn a wɔdi n’akyire adwamammɔ kwan soɔ na wɔdi Molek akyire bɔ adwaman no nyinaa afiri wɔn man mu agu.

6 Na obiara a ɔdane ne ho kɔ adebisafoɔ anaa adunsinfoɔ nkyɛn kɔdi wɔn akyi adwamammɔ kwan soɔ no, mɛma m’ani asa saa onipa no, na mɛtwa no afiri ne man mu atwene.

7 Enti monte mo ho na monyɛ kronkron, na mene AWURADE mo Nyankopɔn.

8 Na monni m’ahyɛdeɛ so na monyɛ: Mene AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.

9 Sɛ obiara dome n’agya anaa ne na a, kum na wɔnku no; wadome n’agya ne ne na, ne mogya gu n’atifi.

10 Ɔbarima a ɔfa ɔbarima bi yere na ɔne ne yɔnko yere sɛe awadeɛ no, kum na wɔnkum ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no.

11 Na ɔbarima a ɔne n’agya yere da no, wayi n’agya adagya so; kum na wɔnkum wɔn baanu nyinaa; wɔn mogya gu wɔn atifi.

12 Na ɔbarima a ɔne n’ase a ɔyɛ ne ba yere da no, kum na wɔnkum wɔn baanu nyinaa; wɔayɛ akyiwadeɛ. Wɔn mogya gu wɔn atifi.

13 Na ɔbarima a ɔne ɔbarima bi da ɔbaa nna no, wɔn baanu ayɛ akyiwadeɛ, kum na wɔnku wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.

14 Sɛ ɔbarima bi fa ɔbaa ne ne na nyinaa a, ɛyɛ abusudeɛ. Wɔmfa ogya nhye ɔno ne wɔn nyinaa, na abusudeɛ antena mo mu.

15 Na ɔbarima a ɔne aboa bi da no, kum na wɔnku no, na aboa no nso monku no.

16 Na ɔbaa a ɔkɔ aboa biara ho kɔda hɔ ma no no, kum ɔbaa no ne aboa no; kum na wɔnku wɔn; wɔn mogya gu wɔn atifi.

17 Na ɔbarima a ɔfa ne nuabaa a ɔyɛ n’agya ba anaa ne na ba na ɔhunu n’adagya na ɔbaa no nso hunu n’adagya no, ɛyɛ animguasedeɛ, na wɔntwitwa wɔn ngu, wɔn man mma anim; wayi ne nuabaa adagya so; ɔnsoa ne mmusuo.

18 Na ɔbarima a ɔne ɔbaa a wabu ne nsa da na ɔyi n’adagya soɔ na ɔbue n’abura ano, na ɔno nso yi ne mogya abura soɔ no, wɔntwitwa wɔn baanu nyinaa mfiri wɔn man mu ngu.

19 Na nyi wo na nuabaa anaa w’agya nuabaa adagya so, ɛfiri sɛ wayi ne bogya adagya so; wɔnsoa wɔn mmusuo.

20 Na ɔbarima a ɔne n’agya nua yere da, wayi n’agya nua adagya so, wɔnsoa wɔn bɔne, wɔrenwo mma na wɔawu.

21 Na obi fa ne nua yere ware a, ɛyɛ adeɛ a ɛho nteɛ; wayi ne nua adagya so, wɔrennya ɔba.

22 Enti monni m’ahyɛdeɛ nyinaa ne m’atemmudeɛ nyinaa so na monyɛ, na asase a mede mo rekɔ akɔtena soɔ no amfe mo angu.

23 Na mommfa aman a merebɛtu wɔn mo anim ho ahyɛdeɛ so; na wɔayɛ yeinom nyinaa na wɔn ho ayɛ me nwunu;

24 na mese mo sɛ: Mo na monni wɔn asase soɔ, na mede mema mo sɛ momfa, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afiri amanaman mu no.

25 Na mompae asase so mmoa a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ mu, ne nnomaa a wɔn ho nteɛ ne wɔn a wɔn ho teɛ mu, na moamfa asase so mmoa ne nnomaa ne adeɛ biara a ɛwea fam a mapae mu mama mo sɛ ɛho nteɛ no angu mo kra ho fi.

26 Na monyɛ kronkron mma me, ɛfiri sɛ me AWURADE, meyɛ kronkron. Na mayi mo afiri aman mu sɛ mommɛyɛ me deɛ.

27 Na ɔbarima anaa ɔbaa a adebisa anaa akɔm honhom wɔ ne mu no, kum na wɔnku wɔn; wɔnsi wɔn aboɔ; wɔn mogya gu wɔn atifi.