Categories
Kwadwom

Kwadwom 1

Yerusalem sɛeɛ ne n’ahohora

1 Ao, kuro a anka emu nkurɔfoɔ dɔɔso no,

ɔno nko ara te hɔ sɛn nie!

Deɛ anka ɔso amanaman mu no,

wayɛ sɛ okunafoɔ.

Deɛ ɔdi nsase ahodoɔ so hemmaa no,

wayɛ deɛ ɔyi toɔ.

2 Esu ara na ɔsu anadwo,

na nisuo sensane n’afono ho.

Ɔnnya n’adɔfo nyinaa mu

ɔwerɛkyekyefoɔ biara;

ne mfɛfoɔ nyinaa atwitwa no nkontompo,

wɔadanedane n’atamfoɔ.

3 Amaneɛ ne ɛsom dodoɔ nti

Yuda atukɔfoɔ mu.

Ɔte amanaman mu,

nanso ɔnnya homegyebea.

N’atifoɔ nyinaa kɔtoo no

n’ahokyerɛ mu.

4 Sion akwan di abooboo,

sɛ obiara mma afahyɛ no ase nti,

n’aponkɛseɛ nyinaa ayɛ afo;

n’asɔfoɔ gu ahome,

ne mmabaa ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ,

na ɔno ara nso, ayɛ no nwono.

5 N’ahohiahiafoɔ ayɛ akannifoɔ,

n’atamfo di yie;

na ne mmarato dodoɔ nti

AWURADE ahyɛ no awerɛhoɔ.

Ne mmotafowa adi ɔtamfoɔ anim

kɔ nnommumfa mu.

6 Na Sion babaa ahokeka nyinaa

afiri ne ho kɔ;

ne mmapɔmma ayɛ sɛ atwe

a wɔnnya adidibea,

na wɔadwane atifoɔ anim

a wɔnni ahoɔden.

7 Yerusalem amaneɛ ne n’ahometeɛ nna yi mu

wakae n’afɛfɛdeɛ

a na ɛwɔ hɔ firi

tete nna mu no nyinaa;

ne nkurɔfoɔ hwee ɔhohiahiafoɔ nsam

na wannya ɔboafoɔ biara no,

n’ahohiahiafoɔ ani gyee,

na wɔseree no n’ahweaseɛ mu.

8 Bɔne kɛseɛ na Yerusalem ayɛ,

ɛno nti na wadane akyiwadeɛ.

Wɔn a anka wɔdi no ni nyinaa bu no animtiaa,

ɛfiri sɛ wɔahunu n’adagya;

ɔno nso gu ahome,

na wadane n’ani.

9 Ne ho figuo akeka n’atadeɛ mmuano mu;

wankae n’awieeɛ,

enti na wabrɛ ase ama no ayɛ nwanwa;

ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara.

O AWURADE, hwɛ m’amaneɛ,

ɛfiri sɛ, ɔtamfoɔ adi nkonim!

10 Ɔhohiahiafoɔ no atene ne nsa

n’afɛfɛdeɛ nyinaa so,

aane wahunu amanaman,

sɛ wɔrehyɛne ne kronkronbea hɔ,

nnipa a wohyɛɛ sɛ

wɔnnhyɛne w’asafo mu no.

Sion kwadwom ne n’adesrɛ

11 Ne nkurɔfoɔ nyinaa gu ahome

hwehwɛ aduane;

wɔde wɔn afɛfɛdeɛ ma gye aduane

de hyɛ wɔn ho den.

O AWURADE, hwɛ na hunu;

na wɔbu me animtiaa!

12 Ɛmfa mo a mofa ɔkwan so twam nyinaa ho bi?

Monhwɛ na monhunu

sɛ ɔyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yea,

a aka me yi,

a AWURADE de aho me werɛ

n’abufuhyeɛ da no!

13 Wama ogya firi soro;

aduru me nnompe mu, na adidi mu;

wasum me nan fidie,

wama masane m’akyi.

Wama mayɛ pasaa,

meyɛ hodwoo daa nyinaa.

14 Ɔde ne nsa akyekyere

me mmaratodeɛ ayɛ no kɔnnua;

ɛtoatoa mu gu me kɔn mu,

wama m’ahoɔden asa,

AWURADE ayi me ahyɛ wɔn

a mentumi nnyina wɔn anim no nsa,

15 AWURADE ato m’akunini

a ɛwɔ me mu nyinaa agu.

Ɔfrɛɛ nnipa dɔm maa wɔhyiaa mu tiaa me,

sɛ wɔnnwerɛ me mmeranteɛ;

AWURADE atiatia Yuda babaa so

sɛdeɛ wɔtiatia nsa-kyi-amena mu.

16 Yeinom nti na mesu.

M’aniwa kyi nisuo gu fam,

ɛfiri sɛ me werɛkyekyefoɔ a

ɔbɛdwodwo me kra ne me ntam ware;

me mma ayɛ pasaa,

ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nim.

17 Sion atrɛ ne nsam,

nanso ɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara.

AWURADE ahyɛ no Yakob ho sɛ

wɔn a atwa ne ho ahyia nyɛ n’ahohiahiafoɔ;

Yerusalem adane

wɔn mu afideɛ.

18 AWURADE di bem,

ɛfiri sɛ me na mate n’anomu asɛm ho atua.

Aman nyinaa, montie,

na monhwɛ me yea.

Me mmabaa ne me mmeranteɛ

kɔ nnommumfa mu.

19 Mefrɛɛ m’adɔfo,

nanso wɔdaadaa me;

na m’asɔfoɔ ne me mpanimfoɔ

repɛ aduane

de ahyɛ wɔn ho den no,

wɔtotɔɔ piti kuro no mu.

20 AWURADE, hwɛ sɛ me ho hiahia me yi,

m’ayamdeɛ kyinkyim,

m’akoma adane wɔ me yam,

ɛfiri sɛ mate atua kɛseɛ nti.

Afena twitwa me mma abɔntene so,

na ewuo nso wɔ fie.

21 Wɔte sɛ meresi apini,

nanso menni ɔwerɛkyekyefoɔ;

m’atamfoɔ nyinaa ate m’amaneɛ;

wɔn ho sɛpɛ wɔn sɛ woayɛ me saa;

wobɛma ɛda a woahyɛ no adu,

na wɔn nso ayɛ sɛ me.

22 Ma wɔn nnebɔne nyinaa mmra w’anim,

na yɛ wɔn

sɛdeɛ me mmaratodeɛ nyinaa

nti wɔyɛɛ me no;

na m’apinisie adɔɔso,

na m’akoma atɔ piti.

Categories
Kwadwom

Kwadwom 2

Nyankopɔn abufuo asɛe Sion

1 Ao, sɛdeɛ AWURADE asi de mununkum akata Sion babaa ho,

n’abufuo mu!

Wafiri soro ato

Israel ahoɔfɛ ahwe fam,

na wankae ne nan ntiasoɔ

n’abufuo da no.

2 AWURADE amene Yakob tenabea nyinaa,

wanhu wɔn mmɔbɔ.

Wadwiri Yuda babaa aban a ɛyɛ den,

n’anibereɛ mu,

ama no aka fam.

Wagu n’ahennie ne ne mmapɔmma ho fi.

3 Watwitwa Israel mmɛn nyinaa

n’abufuhyeɛ mu,

wapono ne nifa ato n’akyi

afiri ɔtamfoɔ anim,

na ɔdɛree Yakob mu sɛ ogyaframa

a ɛhye hyia.

4 Wakuntunu ne tadua mu sɛ ɔtamfoɔ,

wagyina atene ne nifa sɛ ɔhohiahiafoɔ,

na wakunkum deɛ ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa;

wahwie n’abufuhyeɛ sɛ ogya

agu Sion babaa ntomadan so.

5 AWURADE adane sɛ ɔtamfoɔ;

wamene Israel,

wabubu n’aban afɛfɛ nyinaa;

wasɛe n’aban a ɛyɛ den no,

na wama Yuda babaa

abooboo ne agyaadwotwirɛ adɔɔso.

6 Wabu ne sese no agu sɛ turo mu deɛ a

wasɛe ne dwabirem;

AWURADE ama werɛ afiri Sion

mu afahyɛ ne homeda,

na n’abufuo mu awerɛhoɔ mu wabu

ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.

7 AWURADE ato n’afɔrebukyia atwene,

wapa ne kronkronbea.

Ɔde n’aban afɛfɛ afasuo

ahyɛ ɔtamfoɔ nsa;

wɔyɛɛ gyegyeegye, AWURADE fie,

sɛ afahyɛ da.

8 AWURADE bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe

Sion babaa fasuo;

ɔde susuhoma too ho,

wampono ne nsa amfiri ne sɛeɛ ho,

wama epie ne afasuo adi abooboo,

ne nyinaa ahodwohodwo.

9 N’aponkɛseɛ amem fam,

akyire adaban asɛe, na abubu.

Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu,

mmara no nni hɔ bio,

n’adiyifoɔ nhunu

AWURADE hɔ anisoadehunu.

10 Sion babaa mpanimfoɔ

tete fam ayeyɛ komm;

wɔde dɔteɛ agugu wɔn atifi,

wɔafirafira ayitoma;

Yerusalem mmabaa

asisi wɔn tiri ase.

11 Nisuo ama m’ani ayɛ siamoo,

m’ayamdeɛ kyinkyim,

m’akoma ate,

ɛsiane me man babaa sɛeɛ nti,

ɛnam sɛ mmotafowa ne nkokoaa totɔ piti,

kuro no mmɔntene so.

12 Wɔka kyerɛ wɔn nanom sɛ:

Ɛhe na aburoo ne nsa wɔ?

Na wɔtotɔ piti sɛ atɔfoɔ,

kuro no mmɔntene so,

na wɔgyaagyaa mu

wɔ wɔn nanom kokom.

13 Ɛdeɛn adanseɛ na menni woɔ,

ɛdeɛn na memfa mento wo ho, Yerusalem babaa?

Ɛdeɛn na memma no ne wo nsɛ,

na mede makyekyere wo werɛ, ababaa, Sion babaa?

Na wo sɛeɛ so sɛ ɛpo,

hwan na ɔbɛtumi asa wo yadeɛ?

14 Atorɔ ne nnaadaa anisoadeɛ

na w’adiyifoɔ hunu kyerɛɛ woɔ;

na wɔanyi w’amumuyɛ no so,

sɛ wɔde wo nnommum bɛsane aba.

Na atorɔ ne nsɛm a ɛma wofom

na wɔhunu kyerɛɛ woɔ.

15 Wɔn a wɔtwam kwan soɔ nyinaa

bobɔ wɔn nsam gu wo so.

Wɔbɔ hwerɛma woso wɔn tiri

gu Yerusalem babaa so ka sɛ:

Kuro a wɔfrɛ no:

Ahoɔfɛ a ɛwie pɛ yɛ,

asase nyinaa ahosan no, nie?

16 W’atamfo nyinaa

trɛtrɛ wɔn anomu tia wo;

wɔhinam, twɛre wɔn se

ka sɛ: Yɛasɛe no!

Ɛda a yɛhwɛɛ no kwan no ara nie!

Yɛanya, yɛn ani ahunu!

17 AWURADE ayɛ deɛ ɔsusuiɛ;

wama n’asɛm aba mu pɛpɛɛpɛ,

n’asɛm a ɔfiri tete mmerɛ no mu hyɛeɛ no;

wadwiri, na wanni ho adɔna,

na wama ɔtamfoɔ ani agye wo ho,

wama w’ahohiahiafoɔ ahoɔden so.

18 Wɔn akoma su frɛ AWURADE;

Sion babaa fasuo,

ma nisuo nsene sɛ asutene

awia ne anadwo;

mpɛ home bi nhome,

mma w’aniwa kurutuawisi nnyɛ komm.

19 Sɔre kekam anadwo,

ɔdasuom mfitiaseɛ,

hwie w’akoma gu sɛ nsuo,

AWURADE anim;

wo mmotafowa kra nti, ma wo nsa so kyerɛ no,

na wɔatotɔ ɛkɔm ano piti, mmorɔno nyinaa ti.

20 AWURADE, hwɛ, na hunu!

Hwan na woayɛ no seyie yi?

Mmaa nni wɔn yafumma nam,

mmotafowa a wɔturu wɔn?

Wɔnkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ,

AWURADE kronkronbea hɔ anaa?

21 Mmɔfra ne nkɔkoraa

deda fam mmorɔno so;

me mmabaa ne me mmeranteɛ

atotɔ afena ano.

Woasɛe wɔn w’abufuo da no so,

woakum na woanni adɔna.

22 Woahyia m’atamfoɔ afiri afa nyinaa

sɛ afahyɛ da,

na AWURADE abufuo da no,

obiara amfiri mu amfi na obiara anka;

wɔn a meturuu wɔn na meyɛnee wɔn no,

me tamfo adwerɛ wɔn.

Categories
Kwadwom

Kwadwom 3

Nyankopɔn man no amanehunu ne wɔn awerɛkyekyerɛ

1 Mene ɔbarima a wahunu amaneɛ,

n’anibereɛ abaa no ano.

2 Waka me de me kɔ sum mu,

deɛ hann nnie;

3 me nko me so na ɔdane ba,

ɔdane ne nsa ba me so daa nyinaa.

4 Wama me honam ne me wedeɛ ayɛ afo,

wabubu me nnompe mu.

5 Wato fasuo afa me ho,

na ɔde borɔ ne ɔbrɛ atwa me ho ahyia.

6 Ɔde me atena sum mu,

sɛ tete nteredee awufoɔ.

7 Wato me ho ban, na mentumi mfiri adi,

wama me nkɔnsɔnkɔnsɔn ayɛ duru;

8 nso sɛ meteam na mesu mefrɛ no a,

ɔsi me mpaebɔ kwan;

9 ɔde aboɔ a wɔatwa ayɛ m’akwan mu fasuo,

wakyeakyea m’akwan.

10 Ɔyɛ me sisire a ɔtɛ,

ne tasuo mu gyata;

11 wahima m’akwan atete me mu,

wayɛ me pasaa.

12 Wakuntunu ne tadua mu

na ɔde me asi hɔ sɛ botaeɛ ama agyan;

13 wama ne kotokuo mu agyan

ahyɛne m’akoma mu.

14 Mayɛ me man nyinaa asereseredeɛ

ne wɔn dwom daa daa nyinaa.

15 Wama ade nwononwono ara nko amee me,

wama ɔnwono abo me.

16 Wama me se awe mmosea,

wabrɛ me ase ahyɛ nso mu.

17 Woasum me kra afiri asomdwoeɛ ho,

me werɛ afiri sɛdeɛ ahotɔ teɛ,

18 na mese: M’anidasoɔ ne deɛ mehwɛ

AWURADE kwan wɔ ho no ayera!

19 Kae m’amaneɛ ne m’ahometeɛ,

ɔnwono ne borɔ no.

20 Me kra kae daa,

na abrɛ ase me mu.

21 Mede yei mehyɛ m’akoma mu,

yei ho na mɛtwɛn ara:

22 Ɛyɛ AWURADE adɔeɛyɛ nti na yɛnwiee sa,

na ne mmɔborɔhunu to ntwae.

23 Ɛyɛ foforɔ daa anɔpa,

wo nokorɛdie dɔɔso.

24 Me kra se: AWURADE ne me kyɛfa,

ɛno nti m’ani da ne so ara.

25 AWURADE yɛ ma wɔn a wɔhwɛ no kwan,

ma ɔkra a ɔhwehwɛ n’akyiri kwan no.

26 Ɛyɛ sɛ wɔyɛ komm

twɛn AWURADE nkwagyeɛ;

27 ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua

ne mmeranteberɛ mu.

28 Sɛ ɔde to ne so a,

ma ɔno nko ara ntena ase, na ɔnyɛ komm;

29 ma no mfa n’ano mmutu dɔteɛ mu,

ebia na anidasoɔ bi wɔ hɔ;

30 ma no mfa n’afono mma deɛ ɔbɔ no,

ma ahohora mmee no.

31 Na AWURADE rento ntwene daa,

32 na sɛ ɔhyɛ wo awerɛhoɔ mpo a, ne yam hyehye no,

sɛdeɛ n’adɔeɛyɛ dodoɔ no teɛ;

33 ɛfiri sɛ ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛhyɛ obi yea

anaa ɔbɛha nnipa mma.

34 Obi pɛkyɛ asase so nneduafoɔ nyinaa

ne nan ase,

35 obi bu obi ntɛnkyea,

ɔsorosoroni no anim,

36 obi dane obi asɛm ani a,

AWURADE mpene so saa!

37 Hwan na ɔka na ɛba mu,

berɛ a AWURADE nhyɛeɛ?

38 Ɛnyɛ ɔsorosoroni no anomu

na mmusuo ne papa fire?

39 Adɛn nti na onipa a ɔte aseɛ di amaneɛ ho abooboo,

ɔbarima a ɔte ne bɔne mu?

40 Momma yɛmpeepee yɛn akwan mu nhwehwɛ mu,

na yɛnsane mmra AWURADE nkyɛn.

41 Momma yɛmmema yɛn akoma

ne yɛn nsa so nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro.

42 Yɛn ara na yɛato mmara na yɛate atua,

wo nso woamfa amfiri.

43 Wode abufuo kataa wo ho, na wotii yɛn,

woakum, woanni adɔna.

44 Wode mununkum kataa wo ho,

na mpaebɔ amfa mu amma wo hɔ.

45 Wode yɛn ayɛ nwira dodoɔ ne akyiwadeɛ,

aman no mfimfini.

46 Yɛn atamfoɔ nyinaa

ahaahaa wɔn anomu atia yɛn.

47 Ehu ne amena,

ɔsɛeɛ ne pasaayɛ abɛda yɛn hɔ.

48 M’ani pore nisuo sɛ asutene,

me man babaa sɛeɛ ho.

49 M’ani pore nisuo, na ɛnnyae,

ɛnnya atwayɛ

50 kɔsi sɛ AWURADE bɛsi ne tiri ase

afiri soro ahwɛ.

51 M’ani hyɛ me awerɛhoɔ

me man mmammaa nyinaa nti.

52 M’atamfoɔ apamo me kwa

sɛ anomaa.

53 Wɔto me twene amena mu animono,

na wɔasi me aboɔ;

54 nsuo bu kataa me tiri so;

na mese: Wɔatwa me atwene.

55 Mefiri abura ase tɔnn

meteaa mu mefrɛɛ wo din, AWURADE.

56 Wotee me nne;

nsi w’aso wɔ m’ahomeguo ne me sufrɛ ho.

57 Wotwe pinii da a mefrɛɛ woɔ no;

wokaa sɛ: Nsuro!

58 O AWURADE, woadi me kra asɛm ama me;

woagye me nkwa.

59 AWURADE, woahunu asɛmmɔne a wɔdii me;

bu atɛn ma me!

60 Woahunu wɔn aweretɔ no nyinaa,

wɔn tirimbɔ a wɔbɔ no me ho nyinaa,

61 AWURADE, woate wɔn nsopa nyinaa,

wɔn tirimbɔ a wɔbɔ no me ho nyinaa,

62 wɔn a wɔsɔre tia me no ano,

ne wɔn adwene a wɔdwene me ho daa daa nyinaa no;

63 hwɛ wɔn asetena ne wɔn sɔreɛ no ɛ!

Mene wɔn nnwom mu nsɛm akɛseɛ.

64 AWURADE, hyɛ wɔn ananmu,

sɛdeɛ wɔn nsa ano nneyɛɛ teɛ.

65 Ma nkatasoɔ nkata wɔn akoma so,

na wo nnome mmra wɔn so.

66 Ti wɔn abufuo mu,

na sɛe wɔn firi ɔsoro ase, O AWURADE.

Categories
Kwadwom

Kwadwom 4

Yuda mmɔborɔ asetena ne n’animtiabuo

1 Ao, sɛ sika abiri tumm,

hyerɛmmoɔ pa no asakyera nie!

Wɔatoto kronkronbea aboɔ no

agu mmorɔno nyinaa so.

2 Sion mma a wɔn boɔ yɛ den

a wɔde sika amapa kari wɔn no,

ɛsii sɛn na wɔbuu wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo,

ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma yi?

3 Ɛserɛ so kraman mpo twetwe wɔn nufo

ma wɔn mma nnum;

me man babaa adane otirimuɔdenfoɔ

te sɛ ɛserɛ so nsohori.

4 Sukɔm ma akɔkoaa

tɛkyerɛma fam ne dodo mu,

mmotafowa srɛ aduane,

obi nni hɔ a ɔbu bi ma wɔn.

5 Wɔn a wɔdii adɔkɔdɔkɔdeɛ no

ayɛ pasaa mmorɔno so;

wɔn a wɔyɛne wɔn ɔtankɔkɔɔ soɔ no

yɛ sumina atuu.

6 Na me man babaa amumuyɛ so akatua

sene Sodom bɔne no deɛ,

ɛno nti na wɔbutuu no amonom,

a ɛnyɛ nsa na ɛsɛe no.

7 Ne mmapɔmma ho te sene sukyerɛmma,

wɔhoa nso sene nufosuo;

wɔn honam bere sene ntwoma,

wɔn nipadua te sɛ hoaboɔ.

8 Afei deɛ wɔn anim biri sene gyabidie,

wɔhu wɔn mmorɔno so a, wɔnhu wɔn:

Wɔn wedeɛ afemfam wɔn nnompe ho,

akyen wirekyee, ayɛ sɛ dua.

9 Wɔn a wɔtotɔ afena ano deɛ yɛ

sene wɔn a wɔtotɔ ɛkɔm ano

a afuo mu nnɔbaeɛ a abɔ wɔn nti

wɔkusa hyeɛ no.

10 Mmaa a wɔn yam hyehye wɔn

de wɔn nsa noaa wɔn ara wɔn yafumma;

wɔde wɔn yɛɛ aduane,

me man babaa sɛeɛ no mu.

11 AWURADE ayi n’abufuhyeɛ no adi awie,

wahwie n’abufuo a ano yɛ den no agu;

wasɔ Sion mu gya

ama no ahye ne nnyinasoɔ.

12 Asase so ahemfo

ne wiasefoɔ nyinaa annye anni,

sɛ ɔhohiahiafoɔ ne ɔtamfoɔ

bɛba abɛhyɛne Yerusalem apono mu.

13 N’adiyifoɔ bɔne, ne

n’asɔfoɔ amumuyɛ nti na ɛbaa saa;

ma wɔhwiee

teneneefoɔ mogya wɔn mfimfini.

14 Wɔkeka sɛ anifirafoɔ wɔ mmorɔno so,

wɔde mogya agugu wɔn ho fi

a enti wɔntumi nka wɔn ntadeɛ.

15 Wɔteaa mu kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri ha! Mo a mo ho akum!

Mommane, mommane, mommfa mo nsa nnka!

Wɔdwane kɔkyinkyiniiɛ no,

wɔkaa no amanaman mu sɛ:

Wɔrenkɔ so ntena ha bio.

16 AWURADE ankasa na apansam wɔn,

ɔrenkɔ so nhwɛ wɔn;

wɔnhwɛ asɔfoɔ anim,

mpanin anim amma nyam.

17 Yɛn ani da so rehwɛ

yɛn mmoa a ɛremma no kwan,

yɛn ahwɛeɛ hɔ no, yɛhwɛɛ ɔman

a wɔntumi nnye yɛn nkwa no kwan ara.

18 Wɔtoaa yɛn anammɔn,

na yɛantumi annante yɛn mmɔntene so.

Yɛn awieeɛ abɛn, yɛn nna ahi,

aane, yɛn awieeɛ adu.

19 Yɛn atifoɔ ho yɛ hare

sene ɔsoro akɔdeɛ;

wɔti yɛn yerɛdɛyerɛdɛ mmepɔ so,

wɔtetɛ yɛn ɛserɛ so.

20 Yɛn hwene mu ahome,

deɛ AWURADE asra no no,

wɔakyere no wɔn amena mu,

ɔno a yɛkaa sɛ:

Ne nwunu ase na yɛbɛnya nkwa,

amanaman mu no.

21 Ma wo ho nsane wo na w’ani nnye,

Edom babaa a wote Us asase soɔ no;

wo nso wo so na amanehunu no rebɛtwam aba,

wobɛboro na w’adagya ada adi.

22 O Sion babaa, w’amumuyɛ so akatua asa!

Ɔremma wo nkɔ so ntena otukorɔ mu;

nanso, Edom babaa, ɔbɛba abɛtua w’amumuyɛ so ka,

ɔbɛyi wo bɔne so.

Categories
Kwadwom

Kwadwom 5

Adom ne mmoa ho adesrɛ

1 AWURADE, kae deɛ aba yɛn soɔ,

hwɛ na hunu yɛn ahohora!

2 Yɛn agyapadeɛ adane ahɔhoɔ deɛ,

yɛn afie ayɛ ananafoɔ deɛ;

3 yɛadanedane nwisiaa ne nnyanka,

yɛn nanom te sɛ akunafoɔ.

4 Nsuo a yɛnom, yɛtua ka,

yɛn nnyina nso, wɔtɔn ma yɛn.

5 Wɔkura yɛn kɔn akyi ka yɛn kɔ,

yɛbrɛ, wɔmma yɛnnya ahomeyɛ.

6 Yɛde yɛn ho ma Misraim ne Asiria,

na yɛanya aduane adi amee.

7 Yɛn agyanom ayɛ bɔne, nso wɔnni hɔ,

na yɛn na yɛso wɔn amumuyɛ.

8 Nkoa di yɛn so,

deɛ ɔbɛgye yɛn afiri wɔn nsa mu nni hɔ.

9 Yɛn nkwa kurakura yɛn nsam,

na yɛkɔpɛ yɛn aduane wɔ ɛserɛ so, afena no anim.

10 Yɛn wedeɛ ayɛ hyehyeehye sɛ fononoo,

ɛkɔm a ano yɛ hyeɛ no nti.

11 Wɔabrɛ Sion mmaa, ne

Yuda nkuro mu mmabaa, ase.

12 Wɔde wɔn nsa sensɛne mmapɔmma,

wɔnni mpanin ni.

13 Wɔma mmeranteɛ yam ayuyammoɔ so,

na mmɔfra hwehwe ase nnyina ase.

14 Mpanimfoɔ agyae kuro apono mu ba,

mmeranteɛ agyae wɔn sankubɔ.

15 Yɛn akoma ahosan agyae,

yɛn asa adane abooboodie.

16 Yɛn abotire ayi atɔ fam.

Yɛn ara yɛnnue, na yɛayɛ bɔne.

17 Yei nti, na yɛn akoma atɔ piti,

yeinom ho na yɛn ani so ayɛ kusuu.

18 Sion bepɔ a ayɛ amamfo nti,

ɛserɛ so kraman nenam so.

19 Wo AWURADE, wote hɔ daa,

w’adwa tim hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

20 Ɛdeɛn nti na wo werɛ firi yɛn ma no kyɛre saa,

na woagya yɛn dadadada yi?

21 AWURADE, sane yɛn bra wo nkyɛn, na yɛnsane,

ma yɛn nna nyɛ foforɔ sɛ tete deɛ no.

22 Anaasɛ poɔ na woapo yɛn koraa,

wo bo afu yɛn mmoroso?