Categories
Kolosefoɔ

Kolosefoɔ 1

Nkyea

1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, ne onua Timoteo

2 de kɔma anuanom, ahotefoɔ ne agyidifoɔ wɔ Kristo mu, a wɔwɔ Kolose: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn nka mo.

Aseda

3 Da biara a yɛbɔ mpaeɛ ma mo no, yɛda Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya ase,

4 ɛfiri sɛ yɛate mo Kristo Yesu mu gyidie ne mo dɔ a mode dɔ ahotefoɔ nyinaa,

5 ɛsiane anidasoɔ a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan teɛ.

6 Asɛmpa no na aba mo nkyɛn, sɛdeɛ ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛreso aba na ɛkɔ so nyini, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mo mu nso firi da a moteeɛ na mohunuu Nyankopɔn adom nokorɛ mu no,

7 sɛdeɛ mosuaeɛ nso firii yɛn awurakwaa dɔfo Epafra a ɔyɛ mo Kristo somfo nokwafoɔ

8 a wabɛyi mo honhom mu dɔ akyerɛ yɛn nso nkyɛn no.

Wɔn honhom fam nkɔsoɔ ho adesrɛ

9 Yei nti yɛn nso, ɛfiri da a yɛteeɛ no, yɛnnyaee mo tiri so mpaebɔ ne nkotosrɛ, sɛ ne pɛ mu nimdeɛ nhyɛ mo ma, honhom nyansa ne nteaseɛ nyinaa mu,

10 na moanante sɛdeɛ ɛfata Awurade na ɛsɔ n’ani koraa, na moaso adwuma pa nyinaa mu aba, na moanyini akɔ Nyankopɔn ho nimdeɛ mu.

11 Na ama wɔde tumi nyinaa ahyɛ mo den, sɛdeɛ n’animuonyam tumidie teɛ no, akɔ boasetɔ ne abodwokyɛre nyinaa mu wɔ anigyeɛ mu,

12 na yɛada Agya a wama yɛafata ahotefoɔ apɛgyadeɛ no fafafoɔ wɔ hann mu no ase,

13 sɛ wayi yɛn afiri sum tumi ase de yɛn aba ne Dɔba no ahennie mu.

14 Ɔno mu na yɛanya ɔgyeɛ ne bɔne fakyɛ.

Kristo yɛ Nyankopɔn suban ne abɔdeɛ nyinaa so wura

15 Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wɔnhu no no nsɛso ne abɔdeɛ nyinaa farebae,

16 ɛfiri sɛ ne mu na wɔbɔɔ nnoɔma nyinaa, deɛ ɛwɔ soro ne deɛ ɛwɔ asase soɔ, deɛ wɔhunu ne deɛ wɔnhunu, nhennwa oo, wuradie oo, mpaninnie oo, tumidie oo, nnoɔma no nyinaa, wɔnam ne so na ɛbɔeɛ, na wɔbɔ maa no.

17 Na ɔno na ɔyɛ adeɛ nyinaa kannifoɔ, na nnoɔma nyinaa atim wɔ ne mu.

Kristo yɛ asafo no ti

18 Na ɔno ne nipadua a ɛyɛ asafo no tire; ɔno ne mfitiaseɛ, awufosɔreɛ mu farebae, sɛ ɔnyɛ ade nyinaa mu kannifoɔ.

19 Ɛfiri sɛ ɛsɔɔ Nyankopɔn ani sɛ ne mayɛ nyinaa bɛtena ne mu,

20 na ɔnam ne so apata Onyankopɔn ne nnoɔma nyinaa ntam koraa. Ɛne sɛ, ɔnam n’asɛnnua ho mogya so ayɛ asomdwoeɛ nam ɔno ara so apata nnoɔma nyinaa, asase so deɛ oo, ɔsoro deɛ oo, ne Onyankopɔn ntam.

Nkwagyeɛ a ɛnam Kristo so ba

21 Na mo nso a anka moyɛ atuatefoɔ ne atamfoɔ, adwene fam ne nnwuma bɔne mu no,

22 afei ɔnam owuo so apata mo ne no ntam wɔ ne honam nipadua mu, sɛ ɔde mo bɛsi hɔ sɛ nnipa kronkron a wɔnni dɛm a asɛm bi nni wɔn ho wɔ n’anim;

23 nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidie no mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa no anidasoɔ a moteeɛ a wɔaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ no ho.

Ɔsomafoɔ no amanehunu

24 Afei m’ani gye amaneɛ a mehunu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, deɛ aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no

25 a mayɛ ne somfoɔ, sɛdeɛ Nyankopɔn fiehwɛdwuma no teɛ. Yei na wɔde ama me wɔ mo famu, sɛ mehyɛ Nyankopɔn asɛm no ma.

26 Aane, ahuntasɛm no a ɛfiri mmeresanten ne awoɔ ntoatoasoɔ so huntaeɛ no, afei wayi no adi akyerɛ n’ahotefoɔ.

27 Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma n’ahotefoɔ hunu ahuntasɛm yi animuonyam ahonya wɔ amanaman mu, a ɛne Kristo a ɔwɔ mo mu, animuonyam anidasoɔ no.

28 Ɔno na yɛbɔ no dawuro, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ ankorɛnkorɛ biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde obiara bɛsi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.

29 Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na medi aperepereɛ, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔyɛ no me mu tumi soɔ no teɛ.

Categories
Kolosefoɔ

Kolosefoɔ 2

Kolosefoɔ yiedie ho mmɔdemmɔ

1 Na mepɛ sɛ mohunu aperepereɛ denden a medi no mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔnhunu m’anim ɔhonam mu nyinaa ho,

2 sɛ wɔnnya deɛ ɛka wɔn akoma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ baako ɔdɔ mu, nnya nteaseɛ a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahunu Nyankopɔn ahuntasɛm a ɛne Kristo no mu.

3 Ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ agyapadeɛ nyinaa akora.

Paulo dɔ

4 Na meka yei na obi amfa nnaadaasɛm anto mo bradɛ.

5 Na sɛ menni hɔ wɔ honam mu mpo a, me ne mo wɔ hɔ honhom mu, na m’ani gye sɛ mehunu mo kwan a mogyina soɔ ne mo gyidie a ɛkɔ Kristo mu tim a atim no.

Wɔn honhom nkɔsoɔ ho nsiyɛ

6 Enti sɛdeɛ mogyee Awurade Kristo Yesu no, monnante ne mu saa ara,

7 sɛ wɔn a wɔagye nhini, na wɔde wɔn asi ne soɔ, na wɔayɛ den gyidie mu, sɛdeɛ wɔkyerɛkyerɛɛ mo no, na wɔboro so, aseda mu.

Kristo nyameyɛ

8 Monhwɛ yie na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ soɔ, na ɛnnam Kristo so, ammɛfa mo nnommum;

9 ɛfiri sɛ Kristo mu na Onyame ankasa mayɛ nyinaa teɛ nipadua mu,

10 na moayɛ ma wɔ ne mu: Ɔno na ɔyɛ mpaninnie ne tumidie nyinaa ti,

11 ɔno mu na wɔatwa mo twetia a wɔamfa nsa antwa, na deɛ ɛwɔ honam nipadua mu a wɔyi gu hɔ no, wɔayi no wɔ Kristo twetiatwa mu.

12 Na wɔasie mo ne no wɔ asubɔ mu, na ne mu na mo ne no nso anyane. Ɛnam gyidie a ɛwɔ Onyankopɔn a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no tumi adwuma so.

Kristo mpatadwuma

13 Na mo a anka moyɛ awufoɔ, ɛsiane mo mfomsoɔ ne mo honam a twetiatwa nni mu no nti, wama mo ne no anya nkwa bi, sɛ ɔnam adom so de mfomsoɔ nyinaa akyɛ yɛn,

14 na wapepa ahyɛdeɛ no mu atwerɛ a ɛtia yɛn no, na ɔde akɔbɔ asɛnnua ho de ayi afiri kwan mu,

15 na watu mpaninnie ne tumidie agu ayi wɔn adi akyerɛ pefee wɔ badwam de adi wɔn so nkonim wɔ mu.

Ntamgyinafoɔ foforɔ biara nni hɔ

16 Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduane anaa anonneɛ anaa afahyɛ anaa ɔsrane foforɔ anaa home nna fam,

17 na yeinom yɛ nnoɔma a ɛbɛba no ho mfonini bi ara, na deɛ ɛdi mu ara ankasa no ne Kristo.

18 Mommma obi mfa anisoɔ ahobrɛaseɛ ne abɔfosom mmma nkonimboɔ no mmɔ mo, sɛ ɔkura nnoɔma a wahunu pɛn mu, na ɔhoran kwa wɔ ne honam adwene mu,

19 nanso ɔnsɔ tire no a nipadua no nyinaa firi mu nam akwaa ne ntini biara so nya aduane na wɔtoatoa mu nyini wɔ nyini a ɛfiri Nyankopɔn mu no.

Mmara sodie nko ara nnɔɔso

20 Enti sɛ mo ne Kristo anya awu afiri wiase honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ ho a, adɛn nti na mode ahyɛdeɛ to mo ho soɔ sɛdeɛ moda so te wiase

21 sɛ: Nsɔ mu, nka nhwɛ, mfa wo nsa nka!

22 Saa nnoɔma yi nyinaa yɛ deɛ ɛkyerɛ nnoɔma hunu wɔ nnipa ahyɛdeɛ ne nkyerɛkyerɛ famu nko.

23 Deɛ nnoɔma yi yɛ ara ne sɛ, ɛkyerɛ nyansa wɔ anisoɔ som ne ahobrɛaseɛ ne atirimuɔden a wɔyɛ no honam so deɛ, na yeinom nyinaa mfa mfasoɔ mma na mmom ne nyinaa yɛ deɛ ɛhyɛ honam akɔnnɔ ma.

Categories
Kolosefoɔ

Kolosefoɔ 3

Wɔne Kristo baakoyɛ

1 Enti sɛ moanya ne Kristo anyane a, monhwehwɛ deɛ ɛwɔ soro, deɛ Kristo teɛ hɔ, wɔ Nyankopɔn nifa.

2 Monnwene deɛ ɛwɔ soro, na ɛnyɛ deɛ ɛwɔ asase soɔ.

3 Na moawu, na wɔde mo nkwa aka Kristo ho ahunta Nyankopɔn mu;

4 na da a Kristo a ɔne yɛn nkwa bɛyi ne ho adie no, ɛno na wɔbɛyi mo nso ne no adie animuonyam mu.

Kristo mu baakoyɛ ho aba

5 Enti monkum mo akwaa a ɛwɔ asase soɔ no, adwamammɔ, efideɛyɛ, akɔnnɔ nhyɛsoɔ, akɔnnɔ bɔne ne anibereɛ a ɛyɛ abosonsom.

6 Yeinom na ɛde Nyankopɔn abufuo ba, [wɔ asoɔdenfoɔ mma so]

7 ɛno na akane a mote mu no, mo nso monantee wɔ mu.

Esu foforɔ

8 Na afei mo deɛ, monyi abufuo, koko bɔne, bɔnepɛ, abususɛm, ne aniwusɛm nyinaa mfiri mo anomu ngu.

9 Monnnidi atorɔ nnkyerɛkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ moayi onipa dada no ne ne nneyɛɛ agu,

10 na moahyɛ onipa foforɔ a wɔayɛ no foforɔ aba nimdeɛ mapa mu a ɛgyina deɛ ɔbɔɔ no no suban soɔ;

11 faako a Helani ne Yudani, twetiatwa ne momonotoyɛ, ɔpɔtɔni, Skiteni, akoa anaa ɔdehyeɛ bi nni hɔ bio, na mmom Kristo ne ade nyinaa wɔ wɔn nyinaa mu no.

Ɛsɛ sɛ wɔsua Kristo abrabɔ

12 Enti ɛnam sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefoɔ ne adɔfo yi, monhyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ ne abodwokyɛre.

13 Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, monhunu mmema mo ho, na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛdeɛ Awurade de akyɛ mo no, sɛdeɛ mo nso monyɛ ne no.

14 Na yeinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛka nnoɔma nyinaa bɔ mu ma ɛwie pɛyɛ no nguo.

15 Na momma Kristo asomdwoeɛ nni hene wɔ mo akoma mu, ɛno mu nso na wɔafrɛ mo aba, nipadua baako mu; na monnyɛ bonniayɛfoɔ.

Abrabɔ nnyinasoɔ

16 Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn.

17 Na biribiara a moyɛ no, kasa mu oo! nneyɛɛ mu oo! monyɛ ne nyinaa Awurade Yesu din mu mfa ne so nna Agya Nyankopɔn ase.

Ɛyerenom, okununom, mma, awofoɔ, nkoa ne awuranom

18 Ɛyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom, sɛdeɛ ɛsɛ wɔ Awurade mu.

19 Okununom, monnɔ mo yerenom, na monnhyɛ wɔn ahometeɛ.

20 Mma, montie mo awofoɔ asɛm nnoɔma nyinaa mu, na yei na ɛsɔ Awurade ani.

21 Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo, na wɔn abamu ammu.

22 Nkoa, montie mo honam fam wuranom asɛm nnoɔma nyinaa mu, ɛnyɛ anisoɔ som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom akoma kronn mu, sɛ wɔn a wɔsuro Awurade.

23 Na adwuma biara a moyɛ no, momfiri akoma mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Awurade na monyɛ mma nnipa,

24 ɛfiri sɛ monim sɛ Awurade nsam na mobɛnya apɛgyadeɛ sɛ akatua, na Awurade Kristo na mosom no.

25 Na deɛ ɔyɛ deɛ ɛntene no bɛnya deɛ ɛntene a ɔyɛeɛ no so akatua, na nnipa animhwɛ nni mu.

Categories
Kolosefoɔ

Kolosefoɔ 4

1 Awuranom, momfa deɛ ɛtene, na ɛyɛ pɛ mma nkoa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo nso mowɔ owura wɔ ɔsoro.

Mpaebɔ ho mmɔdemmɔ

2 Monkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu.

3 Na mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhini asɛm no pono mma yɛn, na yɛaka Kristo ahuntasɛm a enti meda afiase yi,

4 na mayi no adi, sɛdeɛ ɛsɛ me sɛ mekasa.

5 Monnante nyansam wɔ ananafoɔ mu, na monnsɛe mo berɛ kwa.

6 Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobua obiara.

Tihiko ne Onesimo

7 Tihiko, onua dɔfo a ɔyɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ ne m’awurakwaa Awurade mu no bɛba abɛka me ho nsɛm nyinaa akyerɛ mo.

8 Yei ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moate yɛn ho asɛm, na wakyekyere mo werɛ,

9 na mede Onesimo, onua nokwafoɔ dɔfo a ɔfiri mo mu no, mekaa ne ho; wɔn na wɔbɛma moate ɛha nsɛm nyinaa.

Marko ne Yusto

10 Aristarko, me yɔnko dommum ne Barnaba wɔfase Marko a monyaa ne ho nkra no, (sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no fɛ so).

11 Na afei, Yesu a wɔfrɛ no Yusto, wɔn a wɔfiri twetiatwa mu no, kyea mo. Yeinom nko ne me yɔnko adwumayɛfoɔ Nyankopɔn ahennie no fam, na wɔayɛ me awerɛkyekyerɛ.

Epafra, Luka ne Dema

12 Kristo Yesu akoa Epafra a ɔfiri mo mu no kyea mo. Daa ɔdi ma mo dendeenden wɔ mpaebɔ mu, sɛ monnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.

13 Na medi no ho adanseɛ sɛ ɔbɔ mmɔden pii ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli.

14 Luka, oduyɛfoɔ dɔfo no, ne Dema kyea mo.

Laodikea asafo

15 Monkyea anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a ɛwɔ ne fie no.

16 Na sɛ wɔkenkan nwoma yi wɔ mo mu wie a, momma wɔnkɔkenkan no Laodikeafoɔ asafo no mu bi, na mo nso monkenkan deɛ ɛfiri Laodikea no.

17 Na monka nkyerɛ Arkipo sɛ: Hwɛ ɔsom a woanya no Awurade mu no so na woayɛ no pɛpɛɛpɛ.

Awieeɛ

18 Me nkyea a me Paulo mede me nsa metwerɛ nie. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.