Categories
Hosea

Hosea 11

Nyankopɔn mmɔborɔhunu

1 Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no,

na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ.

2 Berɛ dodoɔ a mefrɛɛ wɔn no,

dodoɔ no ara na wɔfirii m’anim kɔeɛ;

wɔkɔbɔɔ afɔdeɛ maa Baal ahodoɔ,

na wɔhyee aduhwam maa ahoni.

3 Nso me na megyegyee Efraim taataa;

meturuu wɔn m’abasa so,

na wɔanhunu sɛ masa wɔn yadeɛ.

4 Nnipa nhoma na mede metwee wɔn,

ne ɔdɔ ntampehoma nso,

na meyɛɛ wɔn sɛ deɛ

ɔmema kɔnnua soɔ wɔ wɔn nnyepi so,

na meyɛɛ no brɛɛ memaa no didii.

5 Ɔbɛsane n’akyiri akɔ Misraim asase so bio,

na Asiria na ɔyɛ ne hene,

ɛfiri sɛ wɔampene sɛ wɔsane wɔn akyire ba me nkyɛn.

6 Na wɔn agyinatuo ahodoɔ no nti

afena bɛkyinkyini ne nkuro mu,

na ɛbɛsɛe n’apono akyiri adaban awie.

7 Me so atuateɛ nko ara na me man de asi wɔn anim,

na wɔfrɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ soro a,

wɔn mu biara mmua me mpo.

8 Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim,

na magyaa wo mu sɛn, O Israel!

Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma,

na mayɛ wo sɛ Seboim?

M’akoma adane wɔ me mu, aane!

mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa.

9 Merenni m’abufuhyeɛ no so,

merensane memmɛsɛe Efraim;

na Onyankopɔn ne me, na ɛnyɛ onipa,

wo mu kronkronni ne me,

na meremma abohuro so.

10 Wɔbɛdi AWURADE

a ɔbɛbobom sɛ gyata akyi,

ampa ara ɔbɛbobom,

na mma de ahopopoɔ afiri po akyiri aba.

11 Wɔde ahopere bɛfiri Misraim aba sɛ nnomaa,

na wɔafiri Asiria asase so aba sɛ mmuruburo,

na mede wɔn madua wɔn afie mu, AWURADE asɛm nie.

12 Efraim de atorɔ

na Israel fie de nsisie atwa me ho ahyia,

nanso Yuda deɛ ɔbɔ Onyankopɔn,

Ɔkronkronni ne Nokwafoɔ no ho kɔntɔnkrɔn.

Categories
Hosea

Hosea 12

Yakob nhwɛsoɔ

1 Efraim hwe mframa,

na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa

wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso,

na wɔne Asiria kɔ apam,

na wɔsoa ngo kɔ Misraim.

2 Na AWURADE ne Yuda anya asɛm,

na ɔreba abɛtwe Yakob aso sɛdeɛ n’akwan teɛ;

sɛdeɛ ne nneyɛɛ teɛ no na ɔbɛtua no ka.

3 Ɔyafunum na ɔsɔɔ ne nua nantin,

na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koeɛ.

4 Ɔne ɔbɔfoɔ no koe, na ɔtumii;

ɔsui na ɔpaa no kyɛw;

ɔhunuu no Betel,

na ɛhɔ na ɔne yɛn kasaeɛ.

5 Na AWURADE yɛ asafo Nyankopɔn,

AWURADE ne ne din a wɔde kae no.

6 Na wo nso, sane kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn;

sɔ adɔeɛ ne atemmuo mu,

na hwɛ wo Nyankopɔn kwan daa daa.

7 Kanaan, nsisie nsania wɔ ne nsam,

ɔpɛ amimdie.

8 Na Efraim ka sɛ: Manya me ho ara,

manya adeɛ pii mafa; me brɛ nyinaa mu,

wɔannya amumuyɛdeɛ a ɛyɛ bɔne amma me.

9 Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn

de firi Misraim asase so;

mɛma woatena ntomadan mu bio

sɛ afahyɛ nna no mu.

10 Na makasa makyerɛ adiyifoɔ no,

na mama anisoadehunu adɔɔso,

na menam adiyifoɔ ano so mabubu mmɛ.

11 Gilead yɛ abusudeɛ anaa?

Wɔadane ahuhudeɛ ara;

Gilgal hɔ na wɔde anantwie bɔ afɔdeɛ,

wɔn afɔrebukyia no nso te sɛ

afuo mu nkofie so aboɔkuo.

12 (Na Yakob dwane kɔɔ Siria asase so,

na Israel som ɛyerɛ ho,

na ɛyerɛ nti ɔhwɛɛ nnwan.)

13 Na AWURADE nam odiyifoɔ so yii Israel firii Misraim bae,

na ɔnam odiyifoɔ so hwɛɛ wɔn.

14 Efraim yii abufuo sɛ,

enti ɔbɛma mogya a ɔdi ho so no abua n’atifi,

na n’ahohora nso, n’AWURADE bɛdane agu ne so.

Categories
Hosea

Hosea 13

Wɔsɛe wɔ Nyankopɔn abufuo mu

1 Efraim rekasa a, ɛyɛ hu;

ɔmaa ne ho so Israel mu,

ɛnna Baal nti ɔdii so, na ɔwui.

2 Na afei wɔkɔ so yɛ bɔne,

na wɔde wɔn dwetɛ yɛ guo ahoni

ne wɔn nhunumu ano adwinhoni;

ɛyɛ adwumfoɔ adwuma ara nko; wɔka no wɔ wɔn ho sɛ,

nnipa a wɔbɔ afɔdeɛ no ma wɔmfe anantwie mma ano.

3 Saa nti wɔbɛyɛ sɛ anɔpa mununkum

ne obosuo a ɛtua nhema korɔ,

sɛ ntɛtɛ a ahum hwim firi ayuporebea

ne wisie a ɛtu fa mpomma mu korɔ no.

4 Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn

de firi Misraim asase so,

na wonnim Onyankopɔn biara sɛ me nko,

na ɔgyefoɔ biara nni m’akyi.

5 Me na mehunuu wo ɛserɛ no soɔ,

sukɔm asase no so.

6 Ɛberɛ a wɔnyaa adidibea pa no, wɔmee,

wɔmee na wɔn akoma maa ne ho so,

enti wɔn werɛ firii me.

7 Saa nti, meyɛɛ wɔn sɛ gyata,

metɛɛ ɔkwan mu sɛ ɔsebɔ.

8 Mɛto mahyɛ wɔn so sɛ sisire a wɔafa ne mma,

na matete wɔn koko a wɔn akoma da mu no,

na mawe wɔn hɔ sɛ gyatabereɛ;

wiram mmoa bɛsunsuane wɔn mu.

9 Meyɛ wo boafoɔ deɛ,

nanso wɔrebɛsɛe wo, O Israel!

10 Ɛhefa na afei wo hene no wɔ, na ɔnnye wo wo nkuro nyinaa mu,

ne w’atemmufoɔ

a wokaa sɛ:

Ma me ɔhene ne mmapɔmma no?

11 Memaa wo ɔhene m’abufuo mu,

na meyii no hɔ m’anibereɛ mu.

12 Wɔakyekyere Efraim amumuyɛ,

wɔde ne bɔne asie.

13 Ɔwofoɔ awoɔ bɛka no;

ɔno deɛ, ɔyɛ ɔba a ɔnni nyansa,

sɛ ɛduru ne berɛ so a, ɔmmmɛgyina

deɛ mma fa mu siane hɔ.

14 Mɛgye wɔn mafiri Asamando nsam anaa?

Mɛgye wɔn owuo mu anaa?

Owuo, ɛhe na wo nwowɔeɛ wɔ?

Asamando, ɛhe na wo sɛeɛ wɔ?

Ahonu ahunta afiri m’ani so.

15 Na ɔbɛso aba ne nuanom mu.

Apueeɛ ahum bɛtu,

AWURADE mframa firi ɛserɛ so bɛbɔ,

na n’asubura mu awe,

na ne nsuo aniwa to atwa;

na ɔbɛfom adekoradan mu

afɛfɛdeɛ nyinaa.

16 Samaria tiri ato,

sɛ wate ne Nyankopɔn anim atua;

afena ano na wɔbɛtotɔ;

wɔbɛte wɔn nkokoaa abobɔ hɔ,

na wɔapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.

Categories
Hosea

Hosea 14

Israel ahonu ne Nyankopɔn nhyira

1 Israel, sane bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn;

na w’amumuyɛ nti woahwe ase.

2 Momfa nsɛm nkura

nsane mmra AWURADE nkyɛn;

monka nkyerɛ no sɛ:

Fa amumuyɛ nyinaa kyɛ,

na gye papa,

na yɛmfa yɛn ano nyɛ

anantwinini mmɛbɔ afɔdeɛ.

3 Asiria rennye yɛn,

apɔnkɔ so nso yɛrentena,

nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ:

Yɛn nyame! bio;

ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ.

4 Mɛsa wɔn akyirisan mu yadeɛ,

mɛyi me yam madɔ wɔn,

na m’abufuo adane afiri ne so.

5 Mɛdane sɛ bosuo mama Israel,

ne nhwiren bɛhane sɛ sukooko,

na wagye nhini sɛ Lebanon.

6 Ne mman bɛdennan,

na n’ahoɔfɛ ayɛ sɛ ngodua,

na ayi hwa sɛ Lebanon.

7 Wɔn a wɔtete ne nwunu aseɛ

bɛsane abɛma ayuo asane anya afiriyɛ,

na wɔafefɛ sɛ bobe

a ne din ahyeta sɛ Lebanon bobesa.

8 Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio?

Me deɛ, mɛgye no so, na m’ani aku ne ho,

me a mete sɛ pepeaa frɔmfrɔm,

me so na wɔbɛhunu w’aba.

9 Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu,

nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno?

Na AWURADE akwan yɛ tee,

na ateneneefoɔ bɛnante so,

na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.