Categories
Hosea

Hosea 1

Hosea yere ne ne mma

1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ, ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ nie.

2 Mfitiaseɛ a AWURADE ne Hosea kasaeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa dwamamfoɔ ne adwamammɔ mma, na adwaman na asase no afiri AWURADE akyire rebɔ.

3 Na ɔkɔ kɔfaa Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin maa no.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakra na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fie, na mama Israel fie ahennie no to atwa.

5 Na ɛda no mɛbubu Israel tadua, Yesreel bonhwa no mu.

6 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama,na merenna so menhunu Israel fie mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.

7 Na Yuda fie na mɛhu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa tadua ne nkrantɛ ne akodie ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ so mennye wɔn.

8 Na ɔtwaa Lo-Ruhama nufoɔ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin.

9 Na ɔse: To no din sɛ Lo-ami,na monyɛ me man, na me nso, merenyɛ mo Nyankopɔn.

10 Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma.

11 Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi tire baako afa, na wɔaforo afiri asase no so aba. Na Yesreel da no bɛyɛ da kɛseɛ.

Categories
Hosea

Hosea 2

Wɔsɛe Nyankopɔn apam

1 Monka nkyerɛ mo nuammarimanom sɛ: Ammine mo nua mmaanom sɛ: Ruhama.

2 Mo ne mo na nkasa, monkasa,

na ɔno deɛ, ɔnyɛ me yere,

na me nso menyɛ ne kunu,

na ɔnyi n’adwamammɔ no mfiri n’anim

ne n’awaresɛeɛ no mfiri ne nufoɔ ntam,

3 na mampa ne ho ntoma mamma no anna adagya,

na mamfa no mansi hɔ sɛ da a wɔwoo no,

na manyɛ no sɛ ɛserɛ so,

na mamfa no mansi hɔ sɛ asase pɛsɛɛ,

na mamfa sukɔm anku no.

4 Na merenhu ne mma mmɔbɔ,

na adwamammɔ mma ne wɔn.

5 Na adwaman na wɔn na bɔeɛ,

na deɛ ɔnyinsɛnee wɔn no yɛɛ aniwudeɛ;

na ɔkaa sɛ: Mɛdi m’adɔfo akyi;

wɔn na wɔma me m’aduane ne me nsuo,

me dwannwi ne m’asaawa, me ngo ne me nsa.

6 Saa nti, hwɛ, mede nwerɛ bɛgye wo kwan mu ban,

na mato emu fasuo,

na wanhunu kwan mu.

7 Na ɔbɛti n’adɔfo,

na ne nsa renka wɔn,

na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyiri kwan,

na ɔrenhunu;

na ɔbɛka sɛ: Mɛsane

m’akyiri makɔ me kane kunu no nkyɛn;

na ɛno mu na ɛyɛ ma me sene afei.

8 Na ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ

me na memaa no

ayuo ne nsa ne ngo,

na memaa ne dwetɛ dɔreeɛ,

ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.

9 Saa nti mɛsane mabɛgye

m’ayuo, ne berɛ mu,

ne me nsa, ne hyɛberɛ mu,

na mayi me dwannwi ne m’asaawa

a ɔde kataa n’adagya soɔ no.

10 Na afei mɛyi n’ahuhusɛm adi,

n’adɔfo anim,

na obiara renyi no mfiri me nsam.

11 Na mɛma n’ahosɛpɛ nyinaa to atwa,

ne nnapɔnna, ne bosome foforɔ ne ne homeda

ne n’afahyɛ nyinaa.

12 Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma

a ɔkaa sɛ:

Yeinom ne m’apɛdeɛ

a m’adɔfoɔ de maa me no ne no;

na mɛyɛ no kwaeɛ

ama wiram mmoadoma adi.

13 Na mɛba mabɛtwe no nna a ɔdi maa Baalim no ho aso,

sɛ ɔhyee aduhwam maa wɔn,

na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinneɛ kekaa ne ho,

na ɔdii n’adɔfo akyi,

na me deɛ, ne werɛ firii me no, AWURADE asɛm nie.

Nyankopɔn nokorɛ

14 Saa nti, hwɛ, mɛbɔ no adafa

mede no makɔ ɛserɛ so,

na maka no abodwosɛm

15 na mafiri hɔ mama no ne bobe nturo,

na Akor bonhwa no, mayɛ no anidasoɔ pono,

na ɔbɛgye so wɔ hɔ sɛ ne mmabaaberɛ mu

ne ɛda a ɔfiri Misraim asase so foro baeɛ no.

16 Na ɛda no, AWURADE asɛm nie, wobɛfrɛ me: Ishi.Na woremfrɛ me: Me Baal! bio.

17 Na mɛyi Baal ahodoɔ din mafiri n’anomu, na wɔremfa wɔn din nkae wɔn bio.

18 Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne ewiram mmoadoma ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mɛbubu tadua ne nkrantɛ ne akodie mafiri asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.

19 Na mɛgye wo aware mafa akɔsi daa, na mɛgye wo aware mafa, tenenee ne atemmuo so, ne adɔeɛ ne mmɔborɔhunu so,

20 na mɛgye wo aware mafa, gyidie so, na woahunu AWURADE.

21 Na ɛda no ɛbɛba sɛ mɛgye so, AWURADE asɛm nie,

mɛgye ɔsoro so,

na ɛno nso agye asase so,

22 na asase agye ayuo ne nsa ne ngo so,

na ɛno nso agye Yesreel so.

23 Na mɛdua no mafa, asase so,

na mɛhunu deɛ wɔnhunuu no mmɔborɔ no mmɔbɔ,

na mɛka makyerɛ deɛ ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo!

Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!

Categories
Hosea

Hosea 3

Nyankopɔn ntoboaseɛ

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbaa dwamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn deɛ, wɔdane kɔ anyame foforɔ nkyɛn na wɔdɔ bobe aba taterɛ no.

2 Na mede nnwetɛbena dunum ne atokoɔ homer baako ne atokoɔ letek baako a ɛyɛ homer fa metɔɔ no.

3 Na meka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ma me nna pii, mmɔ adwaman na nyɛ ɔbarima bi deɛ, na me nso me ne wo atena saa.

4 Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wɔnni hene na wɔnni bapɔmma, na wɔnni afɔdeɛ na wɔnni ɔbosom dum, na wɔnni asɔfotadeɛ ne abusua ahoni.

5 Akyire yi no Israel mma bɛsane abɛhwehwɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn ne wɔn hene Dawid, na wɔn ho bɛpopo de aba AWURADE ne n’adɔeɛ ho, nna a ɛdi akyire no mu.

Categories
Hosea

Hosea 4

Wɔyi asɔfoɔ ne ɔman no atɛn

1 Montie AWURADE asɛm, Israel mma,

na AWURADE ne asase sofoɔ anya ɔham.

Na nokorɛ ne adɔeɛ

ne Nyankopɔn ho nimdeɛ biara nni asase so.

2 Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ.

Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.

3 Enti asase no di abooboo,

na ɛsotefoɔ nyinaa anyinnyam,

ewiram mmoadoma

ne ewiem nnomaa;

na ɛpo mu mpataa mpo reyɛ asa.

4 Nanso mma obi nnham

na obi nnka anim,

ɛfiri sɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfoɔ ham.

5 Enti wobɛsunti awia,

na odiyifoɔ nso ne wo bɛsunti anadwo, na mɛtwa wo na atwene.

6 Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu;

na wo nso, woapo nimdeɛ nti,

mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ;

na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti,

me nso, me werɛ bɛfiri wo mma.

7 Wɔrekɔ so dɔre no,

na wɔrekɔ so yɛ me bɔne;

wɔn animuonyam no, mɛdane no ahohora.

8 Me man bɔne yɛ wɔn aduane,

na wɔn amumuyɛ yɛ wɔn kra akɔnnɔ.

9 Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛdeɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ no,

na mɛba mabɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne nti,

na mama wɔn nneyɛɛ asane abɛbua wɔn atifi.

10 Wɔbɛdidi, na wɔremmee;

wɔbɛbɔ adwaman na wɔn ase renkyene;

ɛfiri sɛ wɔagya buo a anka ɛsɛ sɛ wɔbu AWURADE no.

11 Adwamammɔ ne nsa ne nsa mono

sɛe nteaseɛ.

12 Me man bisa wɔn dua hɔ adeɛ,

na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn,

ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom adaadaa wɔn,

na wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ adwaman.

13 Mmepɔ atifi na wɔbobɔ afɔdeɛ,

na wɔhye aduhwam nkokoɔ so,

odum ne duafufuo ne odupɔn ase,

ɛfiri sɛ ne nwunu yɛ.

Enti mo mmammaa bɔ adwaman, na mo nsiwa sɛe awadeɛ.

14 Merentwe mo mmammaa aso adwamammɔ ho,

ne mo nsiwa awaresɛeɛ ho,

na mmarima no nso wɔne mmaa nnwamamfoɔ mane,

na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔdeɛ;

na ɔman a wɔnni nhunumu no bɛbɔ.

Wɔbɔ Yuda kɔkɔ

15 Sɛ wo, Israel, wobɔ adwaman a,

mma Yuda nnni so.

Na mommma Gilgal,

na mommforo mmma Bet-awen,

na monnkeka ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi.

16 Na Israel aso awu

sɛ nantwiburuwa aso.

Afei AWURADE bɛyɛne wɔn

sɛ adwammaa, asase bayaa so.

17 Efraim akɔdɔm abosom adum;

gyaa no.

18 Wɔn nsanom atra so; adwaman ara na wɔabɔ,

pɛ na emu atitire pɛ ahohora.

19 Mframa akyekyere wɔn wɔ ne ntaban mu,

na wɔn ani bɛwuwu wɔn afɔrebɔ ho.

Categories
Hosea

Hosea 5

Ahemman mmienu no atenetene

1 Montie yei, asɔfoɔ,

na monwɛn aso, Israel fie,

na ɔhene fie nso, monyɛ aso;

na mo so na atemmuo aba;

na moadane fidie wɔ Mispa

ne asau a wɔatrɛ mu wɔ Tabor so.

2 Na mansotwefoɔ ama wɔn ahohwisɛmdie mu adɔ,

nanso mɛtwe wɔn nyinaa aso.

3 Me deɛ, menim Efraim,

na Israel nso nhunta me;

na afei, Efraim, woabɔ adwaman,

na Israel ho agu fi.

4 Wɔn nneyɛɛ mma

wɔnsane mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn,

na adwamammɔ honhom wɔ wɔn mu,

na wɔnnim AWURADE.

5 Na Israel ahantan bɛdi n’anim adanseɛ,

na Israel ne Efraim bɛsunti wɔn amumuyɛ mu;

Yuda nso ne wɔn asunti.

6 Wɔde wɔn nnwan ne wɔn anantwie bɛkɔ

akɔhwehwɛ AWURADE,

na wɔrenhu no;

ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.

7 Wɔatwa AWURADE nkontompo,

na wɔawowo ananafoɔ mma.

Afei bosome foforɔ bɛmene wɔn ne wɔn nsase.

8 Monhyɛne abɛn Gibea,

monhyɛne totorobɛnto Rama.

Mommɔ ose Bet-awen,

ɛwɔ w’akyi, Benyamin.

9 Efraim bɛdane amamfo,

asotwe da no;

mama wɔahunu Israel mmusuakuo

ho asɛm a ɛbɛtim mu.

10 Yuda mmapɔmma ayɛ sɛ

wɔn a wɔtwe ɛhyeɛ kɔ akyire,

wɔn so na mɛhwie

m’anibereɛ magu sɛ nsuo.

11 Wɔhyɛ Efraim so, wɔapɛkyɛ no atemmuo mu,

ɛfiri sɛ waboapa adi n’ahuhudeɛ akyi.

12 Na me deɛ, mete sɛ nweweboaa mema Efraim

ne nhunhuniiɛ mema Yuda fie.

13 Na Efraim hunuu ne yadeɛ,

na Yuda hunuu ne kuro;

na Efraim sii mu kɔɔ Asiria,

na ɔsoma maa wɔkɔɔ Ɔhene Yareb nkyɛn;

na ɔno nso, ɔrentumi nsa mo yadeɛ,

na ɔrentumi nkum mo ho akuro.

14 Na me deɛ, mete sɛ ɛserɛ-mu-sɛe ma Efraim

ne gyataburuwa ma Yuda fie;

me, me na mɛtete mu makorɔ,

mɛfa makɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

15 Mɛkɔ, mɛsane makɔ baabi,

akɔsi sɛ ɛbɛka wɔn ani na wɔabɛhwehwɛ m’anim;

wɔn ho hiahia wɔn a, wɔbɛhwehwɛ me ntɛm.

Categories
Hosea

Hosea 6

Ahonu a ɛnyɛ

1 Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn,

na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ,

ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.

2 Nnanu akyiri no ɔbɛma yɛanya nkwa,

da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔbɛma yɛasɔre

na yɛanya n’anim nkwa.

3 Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no.

Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ,

na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ,

sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.

4 Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Efraim?

Ɛdeɛn na menyɛ woɔ, Yuda?

Na mo adɔeɛ te sɛ anɔpa mununkum,

na ɛte sɛ obosuo a ɛrepɛ ntɛm akorɔ.

5 Enti menam adiyifoɔ no so mabubu wɔn,

na mede m’anomu nsɛm makum wɔn,

na m’atemmuo ayi adi sɛ hann.

6 Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ,

ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.

7 Na wɔn deɛ, wɔafom apam no sɛ Adam,

ɛhɔ na wɔatwa me nkontompo.

8 Gilead yɛ mmusubɔfoɔ kuro

a mogya akeka mu.

9 Na asɔfoɔ asafokuo no

te sɛ ɔkwanmukafoɔ asafo a wɔtɛ nnipa,

wɔdi awu ɔkwan mu, wɔde rekɔ Sekem no;

aane abusudeɛ ara na wɔyɛ.

10 Mahunu ahodwirideɛ Israel fie,

ɛhɔ na Efraim bɔ adwaman, Israel ho agu fi.

11 Yuda nso, wɔahyɛ twaberɛ ama wo,

berɛ a mede me man nnommum bɛsane aba no.

Categories
Hosea

Hosea 7

1 Meresa Israel yadeɛ yi,

na Efraim amumuyɛ ne Samaria

nnebɔne reda adi;

na wɔdi atorɔ,

na owifoɔ bubu ba mu,

akwanmukafoɔ asafo nso fom fa wɔ mmorɔno so.

2 Na wɔnka no wɔn akoma mu

sɛ mekaa wɔn bɔneyɛ nyinaa;

afei wɔn nneyɛɛ atwa wɔn ho ahyia,

ɛgu m’anim.

3 Wɔde wɔn bɔneyɛ ma ɔhene ani gye,

na wɔde wɔn atorosɛm yɛ mmapɔmma saa ara.

4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ,

te sɛ ɔfononoo a paanootoni

ahyɛ mu gya na ɔgyae mu pia

firi mmɔre feteɛ so kɔsi ne ka soɔ.

5 Yɛn hene afahyɛ da mu no,

nsaborɔ bɔɔ mmapɔmma yadeɛ.

Ɔne afɛdifoɔ di nsawɔsoɔ.

6 Na wɔasiesie wɔn akoma sɛ fononoo, wɔn atirisopam no mu.

Wɔn paanootoni da anadwo nyinaa,

anɔpa ɛdɛre sɛ ogya framfram.

7 Wɔn nyinaa mu ayɛ hye sɛ fononoo,

na wɔdi wɔn atemmufoɔ nam;

wɔn ahemfo nyinaa totɔ.

Obi nni wɔn mu a ɔfrɛ me.

Efraim ne aman ntam asɛm

8 Efraim de ne ho fra aman mu;

Efraim yɛ ɔfam a wɔankusa.

9 Ahɔhoɔ adi n’ahoɔden,

nso ɔnnim;

ɛdwono nso ahura ne tirim,

nso ɔnnim.

10 Na Israel ahantan di n’anim adanseɛ,

na wɔnsane mma AWURADE wɔn Nyankopɔn nkyɛn,

na wɔnhwehwɛ no yei nyinaa mu.

11 Na Efraim adane sɛ aburuburo,

ɔkwasea a ɔnni ti;

wɔrepɛ Misraim hɔ mmoa no, na wɔredan Asiria nso.

12 Wɔrekorɔ no, mɛtrɛ me ntentan mu makata wɔn so;

mɛduru wɔn sɛ ewiem nnomaa;

mɛtwe wɔn aso, na wɔn asafo bɛte nka.

13 Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔadwane me;

ɔsɛeɛ mmra wɔn so, ɛfiri sɛ wɔato me mmara;

na me deɛ, anka mɛgye wɔn,

nanso wɔdi me ho torɔ.

14 Na wɔnsu mfrɛɛ me wɔn akoma mu,

na wɔbobom wɔn, nnaeɛ so;

ayuo ne nsa nti na wɔdi nkyeresoɔ,

wɔte m’anim atua.

15 Me deɛ, makyerɛkyerɛ, na mahyɛ wɔn basa mu den,

nanso ɛpɔ bɔne na wɔbɔ no me ho.

16 Wɔsane wɔn akyi, nanso wɔmma ɔsorosoronino nkyɛn,

wɔayɛ sɛ tadua a agoɔ:

Afena ano na wɔn mmapɔmma bɛtotɔ,

nkeka a wɔn tɛkyerɛma yɛ nti;

yei bɛma wɔadi wɔn ho fɛw Misraim asase so.

Categories
Hosea

Hosea 8

Israel nnebɔne kɛseɛ

1 Fa totorobɛnto tua w’ano;

ɛbɛba AWURADE fie so sɛ ɔkɔdeɛ;

ɛfiri sɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.

2 Me na wɔbɛsu afrɛ me sɛ:

Me Nyankopɔn, yɛni wo, yɛn a yɛyɛ Israel.

3 Papa ayɛ Israel nwunu;

ma ɔtamfoɔ nti wɔn ɛ!

4 Wɔn deɛ, wɔasisi ahene, na ɛmfiri me,

wɔasisi mmapɔmma, nso mennim.

Wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni

a ɛbɛsɛe wɔn.

5 Samaria, wo nantwie ba no ho yɛ nwunu,

m’abufuo asɔ atia wɔn;

ɛnkɔsi da bɛn na wɔrentumi

ɔbra a ɛho teɛ bɔ?

6 Na Israel mu na ɛno fire;

odwumfoɔ na ɔyɛeɛ,

ɛnyɛ Onyame ne no,

na Samaria nantwie no,

wɔbɛbubu no pasaa.

7 Na mframa na wɔguo,

na ahum nso na wɔbɛtwa.

Ayuo a ɛgyina hɔ nni mu;

deɛ ɛfifire no, wɔyam a, wɔnnya mu siam;

sɛ ebi wɔ mu mpo a,

ahɔhoɔ na ɛbɛdie.

8 Wɔamene Israel,

afei wɔte amanaman mu sɛ

adeɛ bi a ani bi nsɔ.

9 Na wɔn deɛ, wɔaforo kɔ Asiria;

ewiram afunumu na ɔno nko ate ne ho;

Efraim abobɔ adɔfoɔ paa.

10 Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa nso a,

afei mɛboa wɔn ano,

na ahemfo mu hene no nhyɛsoɔ nti,

wɔn so afiri aseɛ ahwan.

11 Na Efraim ama afɔrebukyia adɔɔso de ayɛ bɔne,

afɔrebukyia no adane wɔn bɔneyɛ.

12 Matwerɛ me mmara dodoɔ no mama wɔn,

wɔbuu no sɛ amannɔne adeɛ.

13 M’ayɛyɛdeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no,

ɛnam nko na wɔkum die;

AWURADE ani nsɔ;

afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛ

na wabɛtwe wɔn aso, wɔ wɔn bɔne ho;

Misraim na wɔbɛsane akorɔ.

14 Na Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ,

na wɔasisi aban fɛfɛ,

na Yuda ama nkuro a ɛyɛ den adɔ;

nanso mɛto ne kuro mu gya,

na ahye n’aban a ɛkorɔn no.

Categories
Hosea

Hosea 9

Otukorɔ no

1 Israel, mma w’ani nnnye

na nni ahurisie sɛ aman bi,

ɛfiri sɛ woafiri wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ adwaman.

Woapɛ apɛdeɛ ayuporebea nyinaa so.

2 Ayuporebea ne nsa-kyi-amena renyɛne wɔn,

na nsamono no bɛdi wɔn hwammɔ.

3 Wɔrentena AWURADE asase so,

na Efraim bɛsane akɔ Misraim,

na wɔbɛdi deɛ ɛho nteɛ wɔ Asiria.

4 Wɔremfa ahwiesa mmrɛ AWURADE,

na wɔn kum afɔdeɛ renyɛ no dɛ;

wɔn aduane bɛyɛ wɔn sɛ akyiduane,

wɔn a wɔdie nyinaa ho bɛgu fi;

na wɔn aduane yɛ wɔn ara wɔn deɛ,

ɛremma AWURADE fie.

5 Ɛdeɛn na mobɛyɛ afahyɛ da no

ne AWURADE dapɔnna no?

6 Na hwɛ, ɔsɛeɛ nti wɔatu kɔ;

Misraim bɛboa wɔn ano,

Memfis bɛsie wɔn;

wɔn dwetɛ nnwinneɛ ananmu na nnɛnkyɛnse bɛsie,

na nkasɛɛ bɛfu deɛ wɔn ntomadan siiɛ no.

7 Asotwe nna no anya aba,

aweretɔ nna no anya adu;

Israel bɛhunu sɛ

odiyifoɔ no yɛ ogyimifoɔ,

na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfoɔ,

amumuyɛ dodoɔ

ne ɔtane a ɛso pii no nti.

8 Odiyifoɔ no ne me Nyankopɔn

yɛ ɔwɛmfoɔ ma Efraim,

nanso anomayini fidie wɔ n’akwan nyinaa mu,

ɔtane no wɔ ne Nyankopɔn fie.

9 Wɔama ɔsɛeɛ a wɔasɛe no

mu adɔ sɛ Gibea nna no mu,

ɔbɛkae wɔn amumuyɛ,

ɔbɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne ho.

Wɔnnim Nyankopɔn dɔ

10 Mehunuu Israel

sɛ ɛserɛ so bobe aba,

mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan,

ne bereɛ a ɛdi kan mu;

nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn,

na wɔdwiraa wɔn ho de maa aniwudeɛ,

na wɔn ho yɛɛ nwunu sɛ nnoɔma a na wɔpɛ no ara.

11 Efraim deɛ, wɔn animuonyam bɛtu sɛ anomaa,

awoɔ ne afurofa ne nyinsɛn nni wɔn mu.

12 Na sɛ wɔyɛne wɔn mma mpo a,

mɛma wɔadi awommawuo na obi anka;

na sɛ metwe me ho mefiri wɔn ho a,

wɔnnue ara!

13 Efraim a meyii no sɛ ɔnyɛ sɛ Tiro a wɔadua no asase pa soɔ no,

Efraim no ara bɛyi ne mma afiri akɔma okumfoɔ.

14 AWURADE, ma wɔn ɛ! —

Ɛdeɛn na wobɛma wɔn?

Ma wɔn ɔyafunu a ɛpɔn,

ne nufoɔ a emu aweɛ.

15 Wɔn bɔne nyinaa wɔ Gilgal,

na ɛhɔ na mefiri metanee wɔn;

wɔn nneyɛɛ bɔne nti

mɛpamo wɔn afiri me fie,

merenna so mennɔ wɔn;

wɔn mmapɔmma nyinaa yɛ atuatefoɔ nko.

16 Wɔde adeɛ abɔ Efraim;

wɔn ase nhini akyenkyen;

aba nso wɔrenso;

sɛ wɔwo nso a,

mɛkum wɔn yafunum mma a wɔdɔ wɔn no.

17 Me Nyankopɔn apo wɔn,

ɛfiri sɛ wɔantie no;

na wɔbɛyɛ abatafoɔ amanaman mu.

Categories
Hosea

Hosea 10

Akane yiedie ne nnɛ yi sɛeɛ

1 Israel yɛ obobe pa

a ɛso n’aba nsɔ;

dodoɔ ara a n’aba dɔɔso no,

dodoɔ a wama afɔrebukyia nso adɔɔso.

N’asase yie a ɛyɛ nti no,

wɔanya ahoni adum asiyɛ nso.

2 Wɔn akoma mu apaepae,

afei ɛso bɛbua wɔn.

AWURADEbɛdwiri wɔn afɔrebukyia agu,

na wasɛe wɔn ahoni adum no.

3 Na afei wɔbɛka sɛ:

Yɛnni hene,

ɛfiri sɛ yɛansuro AWURADE,

na ɔhene nso, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?

4 Wɔakeka nsɛm,

wɔakeka ntanhunu de apam apam,

na atemmuo fu sɛ nkonyabi

wɔ afuo mu nkofie so.

5 Bet-awen nantwie mma nti

na Samariafoɔ bɛsuro;

na ne man di ne ho abooboo,

na n’asɔfoɔ ho popo n’animuonyam ho,

sɛ wɔatu afiri wɔn mu korɔ.

6 Ɛno nso wɔbɛfa akɔ Asiria

de akɔkyɛ Ɔhene Yareb.

Aniwuo bɛka Efraim,

na Israel ani awu n’agyinatuo ho.

7 Samaria deɛ, wɔbɛtwa ne hene atwene

sɛ nsuo ani ahuro.

8 Na wɔbɛsɛe Bet-awen sorɔnsorɔmmea

a ɛne Israel bɔne no;

nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse

bɛfifiri wɔn afɔrebukyia so,

na wɔbɛka akyerɛ mmepɔ sɛ: Mommɛkata yɛn so!

ne nkokoɔ sɛ: Mommɛhwe yɛn so!

9 Israel, wofiri Gibea nna no so ayɛ bɔne;

ɛhɔ na wɔtoaa soɔ;

Gibea sa a wɔtuu no mmabusufoɔ no soɔ no anto wɔn.

10 Ɛberɛ a mepɛ na mɛtwe wɔn aso, na wɔahyiahyia aman aba wɔn so

abɛtua wɔn wɔn amumuyɛ mmɔho no so ka.

11 Na Efraim yɛ nantwiburuwa

a wɔakyerɛ no na ɔpɛ ayuporeɛ,

nanso mede kɔnnua bɛto ne kɔn fɛfɛ no so;

mɛma Efraim atwe adeɛ,

Yuda bɛfuntum,

Yakob bɛka asram so afa.

12 Mongu aba mma tenenee mfifiri mma mo,

montwa adɔeɛ so adeɛ.

Monnɔ kwaeɛbirentuo mfa,

na aduru berɛ a wɔde hwehwɛ AWURADE akyiri kwan,

kɔsi sɛ ɔbɛba abɛtɔ tenenee suo ama mo.

13 Moafuntum abɔnefosɛm, mmusuo na moatwa,

moadi atorɔ aba.

Na wode wo ho too wo kwan,

wo nnɔmmarima dodoɔ no so.

14 Enti hooyɛ bɛsɔre wo man no mu,

na wɔabɛsɛe w’abandenden nyinaa,

sɛdeɛ Salman sɛee Bet-arbel, ɔko da no,

wɔbɛtete ɛna mu agu mma so.

15 Saa na ayɛ mo:

Betel mo bɔne mu bɔne no nti;

adeɛ reba abɛkye no

na wɔayi Israel hene no hɔ koraa.