Categories
Hiob

Hiob 41

1 Wobɛtumi atwe dɛnkyɛmmirampɔn darewa ano,

na wode homa akyekyere ne tɛkyerɛma anaa?

2 Wode kaa bɛhyɛ ne hwenem,

na wode nkɔtɔkorɔ ahwire n’afono mu?

3 Ɔbɛkoto asrɛ wo pii,

anaa ɔbɛyɛ n’ano brɛbrɛ akyerɛ wo?

4 Ɔne wo bɛpam apam

sɛ fa no yɛ akoa daa?

5 Wo ne no bɛgoro sɛ anomaa,

na woasa no ahoma ama wo mmabaa anaa?

6 Apofofoɔ asafo bɛsi no koso,

na wɔakyɛ ne mu adwadifoɔ mu?

7 Wode mpea bɛhyɛ ne wedeɛ mu ma,

na wode mpataa mpɛmɛ awowɔ ne tirim?

8 Fa wo nsa ka no hwɛ,

na deɛ wobɛhunu no, woremmɛn no bio!

9 Hwɛ onipa anidasoɔ yɛ ohunu.

Ɛnyɛ ne hwɛ mpo na ɛma obi hwe aseɛ?

10 Obi rensi ne bo sɛ ɔbɛhwanyan no,

na hwan ne deɛ ɔbɛtumi agyina n’anim?

11 Hwan na wadi kan ama me biribie, na menhyɛ no ananmu?

Deɛ ɛwɔ ɔsoro nyinaa aseɛ, me na ɛwɔ me.

12 Merennyae ne honam adeɛ,

ne ne mmaninyɛ ne n’aboaban fɛ a ɛyɛ no ho asɛnka.

13 Hwan na ɔbɛyi ne ho abon?

Ne se kyerɛpɛn mmienu no, hwan na ɔbɛkɔ anim?

14 N’anim apono nso, hwan na ɔbɛhini?

Ne se ho yɛ hu.

15 N’akyɛm akyerɛpɛn yɛ fɛ,

wɔatotom sɛ adeɛ a wɔasɔ ano.

16 Ɛpempam so pɛpɛɛpɛ

a mframa nnya mu kwan;

17 ɛfemfam ho,

ɛdi nsosɔmu na emu nni ateyɛ.

18 Ne nwansi ma hann hyerɛn,

na n’ani te sɛ adekyeeɛ anisuatɛtɛ.

19 Agyatɛnee firi n’anomu,

ogya nturituriiɛ fifiri mu.

20 Wisie firi ne hwene mu tokuro mu,

sɛ ɛsɛn a emu rehuro ne nkyɛkyerɛ a ɛrehyeɛ mu.

21 N’ahome sɔ nsramma,

na ogyaframa firi n’anomu.

22 Ne kɔn mu na ahoɔden wɔ,

na akomatuo sa wɔ n’anim.

23 Ne honam a ɛsensɛne hɔ femfam ho pintinn,

wɔguu no ne ho, na ɛntwe.

24 N’akoma yɛ den sɛ ɔboɔ,

ɛyɛ den sɛ oyuyammoɔ.

25 Sɛ ɔma ne ho so a, atumfoɔ ho popo,

na ehu ma wɔn ani so yɛ wɔn krakra.

26 Wɔde nkrantɛ ka no a, ɛnka,

pea ne pɛmɛ a wɔtoɔ ne dadeɛ akodeɛ mpo;

27 ɔbu dadeɛ sɛ ntɛtɛ,

ne kɔbere mfrafraeɛ sɛ duawuiɛ;

28 agyan nka no ngu,

ntɔmmoɔ mu aboɔ yɛ no sɛ nkyɛnkyɛmma;

29 ɔbu aporibaa sɛ nkyɛnkyɛmma,

na ɔsere pea a wɔtoɔ huuyɛ.

30 N’ase yɛ abono hwetahweta,

ɔbua atɛkyɛ so sɛ poreɛ adeɛ.

31 Ɔma ebunu mu huru sɛ ɛsɛn mu,

ɔyɛ po sɛ sradeɛ;

32 Ɔma ɔkwan hyerɛn di n’akyi,

ma wɔbu ebunu a ɛhuro no sɛ ɛdwono.

33 Ne nsɛsoɔ nni asase so;

wɔyɛɛ no sɛ n’akoma nntu;

34 ɔhwɛ adeɛ a ɛkorɔn nyinaa;

ɔne ahokyerɛ mma nyinaa hene.

Categories
Hiob

Hiob 42

Onyankopɔn ma Hiob so bio

1 Ɛnna Hiob gyee AWURADE so sɛ:

2 Mahunu sɛ wotumi ade nyinaa yɛ,

na wɔrensi wo tirimbɔ biara kwan.

3 Hwan ne deɛ ɔnni nimdeɛ,

na ɔhono afotuo ani yi?

Enti na mekaa deɛ mente aseɛ, anwanwadeɛ a ɛsene me a na mennim.

4 Tie ɛ, na menkasa.

Mɛbisa wo, na woakyerɛ me.

5 Sɛ aso teɛ nko na metee wo nka,

na afei deɛ, m’ani nso ahu wo.

6 Saa nti na mepo me ho na menu me ho,

dɔteɛ ne nso mu.

7 Na AWURADE kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afu wo ne wo mfɛfoɔ baanu no, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛtene sɛ m’akoa Hiob.

8 Na afei momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho, na m’akoa Hiob mmɔ mo tiri so mpaeɛ, na ɔno nko ara anim na mɛhwɛ, na me ne mo anni no mo nkwaseasɛm so, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm tee sɛ m’akoa Hiob.

9 Ɛnna Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar sii mu kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ wɔn no; na AWURADE tiee Hiob mpaebɔ.

10 Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no tiri so mpaeɛ no, AWURADE danee ne duamda no na AWURADE de adeɛ a Hiob nyaeɛ no nyinaa mmɔho mmienu maa no.

11 Ɛnna ne nuanom mmarima nyinaa ne ne nuanom mmaa nyinaa ne wɔn a wɔni no kane nyinaa baa ne nkyɛn, na wɔne no bɛdidii wɔ ne fie, na wɔgyam no, na wɔkyekyeree ne werɛ, amaneɛ a AWURADE maa no baa ne soɔ nyinaa ho, na wɔn mu biara maa no sika dwetɛbena baako ne sika kaa baako.

12 Na AWURADE hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ, na ɔnyaa nnwan mpemdunan ne yoma mpemnsia ne anantwie mpamho apem ne mfunumu abereɛ apem.

13 Na ɔnyaa mmammarima baason ne mmammaa baasa.

14 Ne mmammaa no, ɔtoo ɔbaako din Yemima, na deɛ ɔdi soɔ no de Kesia, na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no de Keren-hapuk.

15 Na wɔanhunu mmaa a wɔn ho yɛ fɛ sɛ Hiob mmammaa no asase no nyinaa so; na wɔn agya memaa wɔn agyapadeɛ wɔn nuanom mu.

16 Na yei akyiri no, Hiob dii mfirinhyia ɔha aduanan, na ɔhunuu ne mma ne ne mma mma awoɔ ntoatoasoɔ nnan.

17 Na Hiob wui, na wabɔ akora pa ara.