Categories
Hiob

Hiob 11

Sofar asɛnka a ɛdi kan. Ɛsɛ Hiob sɛ ɔbrɛ ne ho ase Nyankopɔn anim

1 Ɛnna Naamani Sofar gyee so sɛ:

2 Wɔremmua nsɛm dodoɔ yi,

anaasɛ wɔmma ɔbarima tɛkyerɛmakyene nni bem anaa?

3 Wo kasa worɔworɔ bɛma nnipa amua wɔn ano anaa?

Na sɛ wodi fɛw a, obi renhyɛ wo aniwuo anaa?

4 Na woaka sɛ: Me nkyerɛkyerɛ yɛ gyenegyene,

na me ho te wɔ Onyankopɔn anim.

5 O, anka ma Onyankopɔn nkasa

na ɔmmue n’ano nkyerɛ wo;

6 na ɔnka wo nyansa ahuntasɛm, sɛ emu dɔ yie,

na hunu sɛ Onyankopɔn yi n’ani firi w’amumuyɛ no bi so.

7 Wobɛhwehwɛ ahunu Onyankopɔn

anaasɛ wobɛhunu akɔduru Otumfoɔ pɛyɛ mu anaa?

8 Ɛkorɔn sɛ ɔsoro, — ɛdeɛn na wobɛyɛ?

Ɛyɛ kuronkuron sɛ Asamando, — ɛdeɛn na wonim?

9 Ne nsusuiɛ ware sene asase,

na ɛtrɛ sene ɛpo.

10 Sɛ ɔtwam ba na ɔde nnipa gu nnua mu na ɔhyia asennie a,

ɛnneɛ hwan na ɔbɛsianka no?

11 Na ɔno na ɔnim nnipa ahuhufoɔ,

na ɔhunu abusudeɛ, nanso ɔmmu.

12 Na onipa tibɔnkɔso nya nyansa akoma a,

na ɛte sɛdeɛ wɔawo afunumu ba onipa.

13 Sɛ wo deɛ, wosiesie w’akoma,

na wotrɛ wo nsam kyerɛ no a,

14 sɛ amumuyɛ wɔ wo nsam a, yi kɔ akyiri,

na mma abusudeɛ nntena wo ntomadan mu.

15 Ɛno na wobɛma w’ani so a wonni dɛm,

na wobɛtim pintinn a worensuro.

16 Na wo werɛ bɛfiri wo haw,

wobɛkae no sɛ nsuo a asene.

17 Na wo nkwa nna bɛyɛ sɛ awia ketee,

esum bɛdane sɛ adekyeeɛ.

18 Na wobɛnya abotɔyam sɛ anidasoɔ wɔ hɔ,

na wobɛhwɛ wo ho ahyia na woada dwoodwoo.

19 Wobɛda ahome, na obi renyi wo hu,

na nnipa bebree bɛhwehwɛ wo hɔ adom.

20 Na abɔnefoɔ deɛ wɔn ani so bɛsi

na dwanekɔbea abɔ wɔn,

na wɔn anidasoɔ bɛdane wɔn wuo.

Categories
Hiob

Hiob 12

Hiob ma mmuaeɛ

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 Yoo! Mone ɔman no nne,

na mowu a, nyansa bɛwu.

3 Me nso, mewɔ nteaseɛ sɛ mo ara,

me deɛ, mentɔ mu mo anim.

Na hwan na ɔnnim nnoɔma a ɛte sɛɛ yi?

4 Deɛ ne yɔnko sere no ne me,

deɛ ɔsu frɛɛ Onyankopɔn na ɔgyee no soɔ,

wɔsere ɔteneneeni a ɔdi mu no.

5 Deɛ ɔte hɔ dwoodwoo no tirim deɛ, animtiabuo na ɛfata amanehunu,

ɛne deɛ wasiesie ama wɔn a wɔn nan watirie.

6 Amimfoɔ ntomadan si hɔ dwoodwoo,

na wɔn a wɔhuru Nyankopɔn boɔ te hɔ komm,

wɔn a wɔkura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.

7 Na yei deɛ, bisa mmoa ɛ, na wɔnkyerɛ wo,

ne ɔsoro nnomaa nso, na wɔnka nkyerɛ wo.

8 Anaasɛ bisa asase hwɛ, na ɛnkyerɛ wo,

na ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo.

9 Hwan na ɔrenhunu yei nyinaa mu

sɛ AWURADE nsa na ɛyɛɛ yeinom?

10 Ne nsam na ɔteasefoɔ biara kra wɔ,

ne adasamma nyinaa ahonhom.

11 Ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ,

na dodom nso ka aduane hwɛ?

12 Nkɔkoraayɛ mu na nyansa wɔ,

na onyinkyerɛ ma nhunumu.

13 Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninneɛ wɔ,

ɔno na afotuo ne nhunumu wɔ no.

14 Hwɛ, ɔdwiri, na wɔrento,

ɔto onipa mu, na wɔremmue.

15 Hwɛ, ɔsianka nsuo ma no we,

nanso ɔgyaa mu ma no butu asase.

16 Ɔno nkyɛn na ahoɔden ne nyansa wɔ,

deɛ wɔdaadaa no ne ɔdaadaafoɔ nyinaa yɛ ne dea.

17 Ɔpa apamfoɔ ho de wɔn kɔ,

na ɔma atemmufoɔ dane nkwaseafoɔ;

18 ɔsane ahemfo nkyehoma,

na ɔde nhoma kyekyere wɔn asene.

19 Ɔpa asɔfoɔ ho de wɔn kɔ,

na ɔde wɔn a wɔatim no hwe fam;

20 ɔma anotefoɔ gyae kasa

na ɔgye mpanimfoɔ nimdeɛ;

21 ɔde animtiabuo gu mmapɔmma so,

na ɔhodwo nnɔmmarima abɔsoɔ mu.

22 Ɔyi adeɛ kuronkuron adi firi sum mu;

na ɔde sum kabii firi ba hann mu;

23 ɔma aman dɔɔso, na ɔsɛe wɔn;

ɔtrɛ amanaman mu, na ɔtu wɔn kɔ,

24 ɔgye asase so aman mu atitire akoma.

Na ɔma wɔkyini asasesofoɔ a ɔkwan nni hɔ so.

25 Wɔkeka sum a hann nni hɔ mu,

na ɔma wɔkyini sɛ nsaboni.

Categories
Hiob

Hiob 13

Hiob bɔ ne nnamfo Nyankopɔn tenenee ho kɔkɔ

1 Hwɛ, m’ani ahunu ne nyinaa, m’aso nso ate, na ate aseɛ;

2 deɛ monim no, me nso menim.

Mentɔ mu wɔ mo mu.

3 Me deɛ, mepɛ sɛ anka me ne Otumfoɔ no mmom bɛkasa,

na mehwehwɛ sɛ me ne Onyankopɔn bɛyiyi nsɛm ano.

4 Na mo deɛ, moyɛ atorofoɔ mapa,

ayaresafoɔ ahuhufoɔ ne mo nyinaa.

5 Sɛ momua mo ano mmom koraa a,

anka ɛyɛ mo nyansa.

6 Montie me nkurobɔ,

na monyɛ aso mma m’anoyie.

7 Mobɛka deɛ ɛntene ama Onyankopɔn,

na mode nnaadaa aka ama no anaa?

8 Mobɛgye ne ti,

anaasɛ mobɛham ama Onyankopɔn?

9 Ɔhwehwɛ mo mu a, ɛbɛsi yie,

anaasɛ mobɛdaadaa no sɛdeɛ wɔdaadaa ɔdasani?

10 Sɛ mohwɛ nnipa anim kokoa mu a,

ɔbɛka mo anim ampa.

11 Ne kɛseyɛ rentu mo akoma,

na ne ho hu mma mo so?

12 Mo kasammebuo yɛ nso mmebusɛm,

mo anoyie yɛ dɔteɛ anoyie.

13 Mommua mo ano mfiri me so, na me ara menkasa,

na deɛ ɛbɛba me soɔ mmra.

14 Adɛn nti na memfa me honam mentua me se ano,

na memfa me kra mento me nsam?

15 Sɛ ɔreku me mpo a, mehwɛ ɔno ara;

mede me nsɛm bɛto n’anim.

16 Yei ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ,

ɛfiri sɛ ɔbɔnefoɔ remma n’anim.

17 Montie, montie deɛ mewɔ meka,

na m’asɛm nkyerɛaseɛ nhyɛne mo aso mu.

18 Hwɛ, masiesie m’asɛm mato hɔ,

menim sɛ me na mɛdi bem.

19 Hwan ne deɛ ɔne me bɛham?

Ɛnneɛ anka mɛyɛ komm na magyaa mu.

20 Ao! AWURADE, sɛ woreyɛ adeɛ mmienu yi pɛ ama me a,

ɛno na meremfa me ho menhunta mfiri w’anim:

21 Yi wo nsa firi me so kɔ akyirikyiri,

na mma wo ho hu nnkuta me;

22 ɛno na frɛ me, na me nso mɛgye so,

anaasɛ mɛkasa, na woabua me.

23 Me bɔne ne me mfomsoɔ yɛ ahe ara?

Ma menhunu me mmarato ne me bɔne.

24 Adɛn nti na wode w’ani hunta,

na wobu me wo tamfo?

25 Wobɛyi ahahan a mframa de rekorɔ ahi,

na wobɛti nkraadua a adwan?

26 Na wotwerɛɛ me ho nsɛm yaya,

na woma medi me mmeranteberɛ mu bɔne so adeɛ.

27 Wode me nan hyehyɛ ɛpa mu,

na wowɛn m’akwan nyinaa,

wotwa m’anammɔn ho hyeɛ.

28 Na onipa deɛ, ɔporɔ sɛ dufɔkyeɛ,

sɛ ntoma a nweweboaa redie.

Categories
Hiob

Hiob 14

Hiob di onipa mmɔborɔyɛ ho abooboo

1 Onipa a ɔbaa awo no,

ne nna yɛ tiaa bi,

na ɔhaw ma.

2 Ɔpue sɛ nhwiren, na wɔtwa.

Ɔdwane sɛ sunsum, na ɔnnyina.

3 Na yei so na woabue w’ani,

na wode me rekɔ atemmuo mu w’anim?

4 Hwan na ɔbɛnya ɔhoteni, wɔn a wɔn ho akum no mu?

Obiara nni hɔ.

5 Sɛ wɔahyɛ me nna ato hɔ,

na n’abosome dodoɔ wɔ wo tirim,

na woatwa hyeɛ a ɔrensiane ho ama no a,

6 ɛnneɛ yi w’ani firi ne so

na ɔnhome nkɔsi sɛ ɔbɛwie ne da sɛ ɔpaani.

7 Na dua mpo, anidasoɔ wɔ hɔ ma no,

sɛ wɔtwa a, ɛbɛfefɛ,

na ne nnubaa remmɔ no:

8 Sɛ ne nhini kyenkyen ɛfam,

na ne dunsini wu dɔteɛ mu a,

9 nsuo hwa nti ɛfefɛ,

na ɛyiyi mman sɛ dua a wɔatɛ.

10 Na ɔdasani deɛ, ɔwu,

na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he?

11 Na sɛdeɛ nsuo firi ɔtadeɛ mu na ɛdɔ mpumpunadeɛ,

na asuo nso mem na ɛweɛ no,

12 saa ara na onipa kɔda hɔ, na ɔnsɔreɛ.

Ɔsoro nnya ntwaa mu yi, wɔrennyane,

na wɔrempusu wɔn mfiri wɔn nna mu.

13 O, sɛ wode me resie Asamando ɛ,

sɛ wode me rehunta akɔsi sɛ w’abufuo bɛsane akorɔ ɛ,

sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ!

14 Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa?

Anka m’akodie nna nyinaa mɛtwɛn

akɔsi sɛ me nsakyera bɛba.

15 Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so,

anka w’ani bɛgyina wo nsa ano adwuma no.

16 Nanso afei deɛ, wokan m’anammɔn,

na wonyi w’ani mfiri me bɔne so.

17 Wɔasɔ me mmarato ano de ahyɛ kotokuo mu,

na woakyekyere me bɔne ano.

18 Ampa ara bepɔ mpo hwe ase yera,

na ɔbotan nso twe firi n’afa.

19 Na sɛdeɛ aboɔ nso, nsuo hono no,

na ne yire pra fam dɔteɛ kɔ,

saa ara na ɔdasani anidasoɔ nso woma no yera.

20 Wotintim ne so ma no twam kɔ,

wosakyera n’anim na wosum no kɔ.

21 Ne mma nya animuonyam mpo a, ɔnnim,

wɔbrɛ wɔn ase nso a, ɔnhunu mma wɔn.

22 Ɔno ara ne honam yea nko na ɔteɛ,

na ne kra di ɔno ara ne ho abooboo.

Categories
Hiob

Hiob 15

Elifas ka Hiob anim, na ɔkyerɛ abɔnefoɔ mmusuo

1 Ɛnna Temanni Elifas buaa sɛ:

2 Onyansafoɔ de nimdeɛ huuhuu bɛbua,

na ɔde apueeɛ mframa ahyɛ n’afuru ma anaa?

3 Ɔde nsɛm a ɛmfra bɛyi atɛn

ne nsɛnkeka a mfasoɔ nni mu anaa?

4 Nso woto nyamesuro twene,

na wosi Nyankopɔn anim nsusuiɛ ho kwan.

5 Na w’ano nsɛm kyerɛ wo bɔne,

na woafa aniteɛ tɛkyerɛma.

6 Wo ara w’ano na ɛbu wo fɔ, na ɛnyɛ me,

aane, wo ara ankasa w’ano na ɛdi adanseɛ tia woɔ.

7 Wone deɛ ɔdi kan a wɔwoo no onipa,

na wɔnyinsɛn wo ansa na wɔreyɛ nkokoɔ?

8 Wokɔtiee Nyankopɔn agyinatuo,

na woasi nyansa ano afa?

9 Ɛdeɛn na wonim a yɛnnim,

na wohunu mu a ɛnni yɛn nkyɛn?

10 Hwɛ, wafu dwono ne akɔkoraa wɔ yɛn mu,

deɛ ɔsene w’agya panin mpo.

11 Nyankopɔn awerɛkyekyerɛ ne n’asɛm

a wɔne woka no brɛɛ no sua w’ani so anaa?

12 Adɛn na w’akoma twe wo korɔ,

na adɛn na w’ani pa anyinam,

13 na wodane wo honhom tia Onyankopɔn

na woma nsɛnkeka firi w’anomu?

14 Hwan ne ɔdasani a ne ho bɛteɛ

ne deɛ ɔbaa awo no a ɔtene?

15 Hwɛ, n’akronkronfoɔ so mpo ɔmfa ne ho nto,

na ɔsoro ho nso nte n’ani so:

16 Na nkantom deɛ ne ho yɛ nwunu na waporɔ,

onipa a ɔnom amumuyɛ sɛ nsuo!

17 Mɛkyerɛ wo, na tie me;

na deɛ mahunu yi, mɛka akyerɛ wo.

18 Deɛ anyansafoɔ aka akyerɛ

na wɔansi so firi wɔn agyanom berɛ soɔ;

19 wɔn nko na wɔde asase no maa wɔn,

na ɔhɔhoɔ biara antwam wɔn mu.

20 Ɔbɔnefoɔ ho yera no, ne nna nyinaa,

na wɔde mfeɛ a wɔakan asie otirimuɔdenfoɔ.

21 Ehu nkateɛ gyegye n’aso mu,

asomdwoeɛ mpo mu na ɔsɛefoɔ ba ne soɔ.

22 Ɔnnye nni sɛ ɔbɛsane afiri sum mu,

na wɔayi no ama afena.

23 Ɔkyini hwehwɛ aduane, ka sɛ: Ɛhe na ɛwɔ?

Ɔnim sɛ esum da abɛn no.

24 Ahohiahia ne ahokyere yi no hu,

ɛtintim no sɛ ɔhene a wasiesie ne ho ama ɔko a ɛyɛ hu.

25 Ɛfiri sɛ watene ne nsa atia Onyankopɔn,

na wate Otumfoɔ so atua.

26 Ɔde kɔn a asene ato aba ne so,

ne n’akyɛm akyi apɔapɔ a emu yɛ duro no;

27 ɛfiri sɛ wama ne sradeɛ akata n’anim,

na wama ne mfe mu adɔre sradeɛ,

28 na wakɔtena nkuro a aguo so,

afie a obi nte mu na wɔahyɛ sɛ ɛnyɛ afituo mu:

29 Ɔrennya ne ho, na n’adedodoɔ nso rennyina,

na ne nnɔbaeɛ renkonkom mma fam;

30 Ɔremfiri sum mu mfi,

ogyaframa bɛma ne nnuaban adwan,

na n’anomu mframa bɛpra ne nhyerɛne akɔ;

31 mma no mmfa ne ho nnto ahuhudeɛ so nnnaadaa ne ho,

na ahuhudeɛ ara na ɛbɛyɛ n’akatua.

32 Ne da nnya nnuruiɛ no na akatua no bɛba,

na ne duban renyɛ frɔmfrɔm;

33 ɔbɛpore n’asia abunu sɛ obobe deɛ,

na wawoso ne nhyerɛne agu sɛ ngodua deɛ;

34 na abɔnefoɔ fekuo bɛyɛ abonini,

na ogya bɛhye adanmudegyeɛ ntomadan.

35 Wɔnyinsɛn ɔhaw, na wɔwo mmusuo,

na wɔn yafunu siesie nnaadaa.

Categories
Hiob

Hiob 16

Hiob su frɛ Onyankopɔn

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 Mate saa nsɛm a ɛte sɛɛ bebree;

mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ.

3 Nsɛnhuuhuu yi awieeɛ nie?

Anaasɛ ɛdeɛn na ɛhwanyan wo ma wobua?

4 Sɛ mowɔ me tebea mu a,

anka me nso mɛkasa sɛ mo,

anka mɛhɔre nsɛm magu mo so,

na mawoso me ti magu mo so;

5 aane, anka mede m’ano bɛhyɛ mo den,

na m’anomu duema ama mo yea aboto.

6 Sɛ mekasa a, me yea no mmoto,

na sɛ megyae nso a, ɛdeɛn na ɛfiri me ho korɔ?

7 Na afei deɛ, Onyankopɔn ahodwo me;

woama me ho nnipa nyinaa agu;

8 woapompono me ama no adane adanseɛ,

na me fɔn asɔre atia me atoto m’ano wɔ m’anim.

9 Wasunsuane me n’abufuo mu, na ɔtaa me;

ɔtwɛre ne se gu me so.

M’ahohiahiafoɔ no pɔkyere n’ani hwɛ me.

10 Wɔhaahaa wɔn anomu tia me,

wɔde ahohorabɔ bobɔ m’aso mu,

wɔn nyinaa boaboa wɔn ano tia me.

11 Onyankopɔn ayi me ahyɛ abusufoɔ nsa,

na wasum me ato abɔnefoɔ nsam.

12 Anka medi yie, na ɔbubuu me.

Ɔsɔɔ me kɔn na ɔbubuu me pasaa,

na ɔde me sii hɔ yɛɛ ne botaeɛ;

13 n’agyan dii me so ntwaguo,

ɔpaee me sawa mu, na wannodo ho,

ɔhwiee me bɔnwoma guu fam;

14 Ɔbubuu me mprɛ bebree,

ɔto baa me so sɛ ɔdɔmmanin.

15 Mepam ayitoma mekataa me wedeɛ so,

na mede m’ahoɔden too mfuturo mu.

16 Esu nti m’ani abere kɔkɔkɔkɔ,

na owuo sunsum da m’anisuatɛtɛ so.

17 Nanso amim biara nni me nsam,

na me mpaebɔ ho te.

18 O! Asase, nkata me mogya so,

na mma me sufrɛ nnnya homebea!

19 Seesei mpo, hwɛ, ɔsoro na me danseni wɔ,

na me dimafoɔ wɔ deɛ ɛkorɔn.

20 Me nnamfo mpo di me ho fɛw,

nanso Onyankopɔn na m’ani porepore nisuo ma no.

21 Sɛ ɔnni mma onipa wɔ Nyankopɔn anim,

sɛdeɛ onipa ba di ma ne yɔnko no.

22 Na mfeɛ a ɛwɔ ano no bɛdu

na makɔ kwan a merensane memma.

Categories
Hiob

Hiob 17

1 M’ahome asa, me nna ahi,

damena na ɛwɔ hɔ ma me.

2 Ampa ara ahiyifoɔ na wɔne me wɔ hɔ,

na m’ani tua wɔn ntɔkwapɛ.

3 Si awowa ɛ, di me agyinamu wo ara w’anim.

Hwan na ɔbɛgyina m’akyire?

4 Na wode nimdeɛ ahunta wɔn akoma,

enti woremma wɔn so.

5 Deɛ ɔpa ne nnamfo de nya kyɛfa bie no,

ne mma bɛhwere saa kyɛfa no.

6 Na ɔde me ayɛ aman akasabebuo,

na wɔahinam m’ani so ntasuo.

7 M’awerɛhoɔ nti m’ani so asi,

na me ho ade nyinaa ayɛ sɛ sunsum.

8 Teefoɔ ho dwiri wɔn yei ho,

na deɛ ɔdi bem no bo huru ɔkɔnkɔnsani.

9 Nanso ɔteneneeni bɛkura ne kwan mu,

na deɛ ne nsa ho teɛ no bɛkɔ so anya ahoɔden.

10 Na mo nyinaa, monsane mmra ɛ!

Nanso merenhunu mo mu nyansafoɔ biara.

11 Me nna atwam, wɔatwitwa m’atirimpɔ mu,

m’akoma adeɛ a ɛpɛ no mu.

12 Wɔde anadwo yɛ awia;

wɔse: Hann bɛn deɛ esum wɔ.

13 Sɛ mede Asamando yɛ me fie,

na meto me mpa esum mu,

14 na mese Amena sɛ: M’agya ne wo,

ne mmoaa sɛ: Me na ne me nuabaa ne mo, a,

15 na afei, ɛhe na m’anidasoɔ wɔ?

Na deɛ m’ani da soɔ no, hwan na ɔbɛhunu?

16 Ɛbɛsiane akɔ Asamando adaban mu

berɛ a yɛn nyinaa home wɔ mfuturo mu.

Categories
Hiob

Hiob 18

Bildad kasa sɛ abɔnefoɔ bɛsɛe

1 Ɛnna Suhini Bildad buaa sɛ:

2 Mobɛkɔ nsɛnkeka so akɔsi da bɛn?

Monnwene ho, na ɛno akyiri no, yɛakasa.

3 Adɛn na wɔbu yɛn sɛ anantwie,

na yɛyɛ mo ani so sɛ tibɔnkɔso anaa?

4 Wo a wotete wo ho w’abufuo mu.

Wo nti na wɔbɛgya asase,

na wɔatu ɔbotan afiri ne sibea anaa?

5 Nanso ɔbɔnefoɔ kanea bɛdum,

na ne gyaframa renhyerɛn.

6 Hann bɛduru sum, ne ntomadan mu,

na ne kanea adum wɔ ne so;

7 n’ahoɔden anammɔn ano bɛmoa,

na n’agyinatuo ahwe no ase.

8 Na ɔno ara ne nan bɛka no ato atena mu,

na wanante mfidie so.

9 Nsɛmma bɛsɔ ne nantin,

na nkyehoma akyekyere no.

10 Wɔde kantankoraa bɛhunta fam ama no,

na wɔasum no fidie ɔkwan so.

11 Ehu bɛkuta no mmaa nyinaa ahyia,

na ati no n’anammɔn mu.

12 Ɛkɔm bɛsɛe n’ahoɔden,

na mmusuo rebɛma no asunti.

13 Ɛbɛdi ne honam akwaa,

aane, owuo abakan bɛdi n’akwaa.

14 Wɔbɛtu n’anidasoɔ afiri ne ntomadan mu,

na wɔde no akɔ ahudeɛ mu hene no nkyɛn.

15 Deɛ ɛnyɛ ne dea bɛtena ne ntomadan mu,

wɔbɛbɔ sɔfe apete ne tenabea.

16 Ne nhini bɛwuwu wɔ aseɛ,

na ne mman adwinnwan wɔ soro.

17 Ne nkaeɛ bɛsɛe afiri asase so,

na ɔrennya din asase ani.

18 Wɔbɛsum no afiri hann mu akɔ sum mu,

na wɔapam no afiri wiase.

19 Ɔrennya mma anaa mmanana ne man mu,

n’aseni biara renka n’atenaeɛ.

20 Ne da bɛyɛ wɔn a wɔwɔ atɔeɛ ahodwiri,

sɛdeɛ ehu kutaa wɔn a wɔwɔ apueeɛ no.

21 Ampa ara sɛdeɛ amumuyɛfoɔ tenabea teɛ ne no,

ne deɛ ɔnnim Onyankopɔn no nso kyɛfa nie.

Categories
Hiob

Hiob 19

Hiob nim sɛ Onyankopɔn bɛgye no

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 Mobɛha me kra akɔsi da bɛn,

na mode nsɛm abubu me pasaa?

3 Mprɛdu nie a moasopa me,

mo ani nwu mpo sɛ moho me werɛ?

4 Na mpo, sɛ ampa sɛ mafom a,

me so na mfomsoɔ no da.

5 Sɛ ampa sɛ moma mo ho so tia me,

na moyi me m’ahohora ho atɛn a,

6 ɛnneɛ monhunu sɛ Onyankopɔn na wakyea me kwan ama me,

na ɔde n’asau atwa me ho ahyia.

7 Hwɛ, ayayadeɛ nti, meteam, nso wɔnnye me so.

Mesu mefrɛ mmoa, nanso ɔgyeɛ biara mma.

8 Ɔde ban atwa me kwan mu, na mentumi mensene,

na me kwan so aduru sum.

9 Wayi m’animuonyam afiri me so,

na wahotiri me tiri so abotire.

10 Wabubu me afa nyinaa a menni hɔ bio,

na watu m’anidasoɔ ase sɛ dua.

11 Wama n’abufuo afram me so,

na ɔbu me sɛ n’atamfo mu baako.

12 N’asafo ahodoɔ bɔɔ mu bae,

na wɔbɔɔ wɔn akwan wɔ me so,

na wɔkyeree nsraban twaa me ntomadan ho hyiae.

13 Wayi me nuanom afiri me ho kɔ akyirikyiri,

na wɔn a wɔni me adanedane me ahɔhoɔ koraa;

14 m’abusuafoɔ atwe wɔn ho kɔ, na wɔn a meni wɔn werɛ afiri me;

15 wɔn a wɔbɛtena me fie ne me mmaawa bu me sɛ ɔhɔhoɔ,

madane wɔn ani so ɔnanani;

16 mefrɛ m’akoa, na ɔmmua me,

mede m’ano mepa no kyɛw mpo.

17 Me yere mpo kyiri me home,

na me yafumma mpo mpɛ m’ahomeguo.

18 Ntɔtɔfefewa mpo bu me animtia,

mese meresɔre a, wɔkasa tia me.

19 Me ho yɛ me nnamfo pa nyinaa nwunu,

na m’adɔfo adane wɔn ani atia me.

20 Me nnompe femfam me wedeɛ ne me nam ho,

na me se ho wedeɛ nko na mede afiri mu afire.

21 Monhu me mmɔbɔ, monhu me mmɔbɔ, me yɔnkonom,

na Nyankopɔn nsa aka me.

22 Adɛn nti na moti me sɛ Onyankopɔn,

na me nam nso mmee mo?

23 O, sɛ anka wɔretwerɛ me nsɛm ɛ!

Sɛ wɔde rehyɛ nwoma mu ɛ!

24 Sɛ wɔde dadeɛ adetwerɛdeɛ ne sumpii rekurukyire ɔbotan mu

na atena hɔ daa ɛ!

25 Na me deɛ, menim sɛ me gyefoɔ te ase,

na awieeɛ no ɔbɛdi m’asɛm ama me wɔ asase so.

26 Na wɔasɛe me wedeɛ seyie akyiri no,

na mɛfiri me honam mu afi ahunu Onyankopɔn;

27 Ɔno na me ara mɛhwɛ no mafa,

na m’aniwa bɛhunu, na ɛnyɛ ɔhɔhoɔ bi.

Me sawa resa wɔ me mu.

28 Sɛ mose: Sɛdeɛ yɛbɛsi apamo no afa!

Ne, yɛahunu asɛm no ase wɔ ne hɔ, a,

29 monsuro afena, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ de afena asotwe ba,

na moahunu sɛ atemmuo wɔ hɔ.

Categories
Hiob

Hiob 20

Sofar kasa sɛ: Abɔnefoɔ yiedie nkyɛ

1 Ɛnna Naamani Sofar buaa sɛ:

2 Me ho pere me nti,

m’adwene yɛ me sɛ memmua.

3 Mate atenetene a asopa me,

nanso honhom firi me nhunumu mu bua me.

4 Wonnim yei a ɛfiri tete,

ɛfirii sɛ wɔde nnipa sii asase soɔ no,

5 sɛ abɔnefoɔ ahurisidie nkyɛ,

na nyaatwomfoɔ anigyeɛ yɛ berɛ tiaa bi?

6 Sɛ ne kɛseyɛ korɔn kɔpem ɔsoro,

na ne tiri kɔka mununkum a,

7 ɔbɛyera koraa sɛ ne sɛbeɛ;

wɔn a wɔhu no no bɛbisa sɛ: Ɔwɔ he?

8 Ɔbɛtu akɔ sɛ daeɛ, na wɔrenhu no,

na wɔbɛpamo no akɔ sɛ anadwo adehunu.

9 Aniwa a ahu no renhu no bio,

na ne tenabea renhu no bio.

10 Ne mma bɛpata mmɔborɔfoɔ,

na ne nsa adane n’ahodeɛ ama.

11 Ne mmeranteberɛ mu ahoɔden hyɛɛ ne nnompe mama,

na afei ɛne no abɛda dɔteɛ mu.

12 Sɛ adebɔne yɛɛ n’anomu fremfrem,

na ɔde siee ne tɛkyerɛma ase,

13 na ɔdii adɔna na wannyaa mu,

na ɔmaa no kaa ne dodom a,

14 afei deɛ n’aduane asakyera ne nsono mu,

nhuritia borɔ wɔ ne yam.

15 Wamene adedodoɔ, na ɔbɛfe bio,

Onyankopɔn bɛtu afiri ne yam.

16 Ɔbɛfefe ahuritia borɔ,

na ɔprammire tɛkyerɛma bɛku no.

17 N’ani rennye nsuwansuwa ho,

ɛwoɔ ne nufosuo ani sradeɛ asuasu nsubɔntene ho.

18 Ɔbɛdane deɛ wabrɛ ho ama,

na ɔremmene,

n’adeɛ a wanya no, ɔrenni ho ahurisie,

sɛdeɛ ne dodoɔ teɛ no.

19 Ɛfiri sɛ wapɛkyɛ mmɔborɔfoɔ apo wɔn,

na wafa efie a ɛnyɛ ɔno na ɔsiiɛ.

20 Ɛnam sɛ ne yafunu ammee da nti,

ɔrenkora deɛ n’ani gye ho no biara.

21 Wannidi annya bi da,

enti n’ahonyadeɛ rentena hɔ.

22 N’adedodoɔ mayɛ mu ne ho bɛhiahia no,

amanehunufoɔ nyinaa nsa bɛba ne so.

23 Ɔbɛma n’abufuhyeɛ aba ne so

ama no de ahyɛ n’afuru ma,

na ɔbɛma no atɔ agu ne so de ayɛ n’aduane.

24 Ɔdwane firi dadeɛ akodeɛ ano a,

kɔbere mfrafraeɛ agyan bɛwɔ no ahwire ne mu;

25 ɔtu firi ne honam mu

na agyan no firi ne bɔnwoma mu a,

owuo ho hu bɛtɔ ne so.

26 Wɔde sum nyinaa asie n’akoradeɛ,

ogya a obi mfite mu bɛhye no,

ɛbɛhye deɛ aka ne ntomadan mu.

27 Ɔsoro bɛyi n’amumuyɛ adi,

na asase bɛsɔre atia no.

28 Wɔbɛsoa ne fie ahonyadeɛ akɔ,

wɔbɛtwe akɔ, n’abufuo da no.

29 Yei ne onipa ɔbɔnefoɔ kyɛfa a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn,

ne n’agyapadeɛ a Onyankopɔn ahyɛ ama no no.