Categories
Hesekiel

Hesekiel 41

Asɔrefoɔ no nkyerɛkyerɛmu

1 Ɛnna ɔde me kɔɔ asɔredan no mu, na ɔsusuu adum no basafa mmiɛnsa trɛ wɔ ha ne basafa mmiɛnsa trɛ wɔ ha, ɛne ntomadan no trɛ.

2 Na ano kwan trɛ yɛ basafa nnum, na ano kwan no nkyɛnnkyɛn yɛ basafa mmienu ne fa wɔ ha na basafa mmienu ne fa wɔ ha; na ɔsusuu ne ntwemu, basafa aduonu ne ne trɛ, basafa du.

3 Ɛnna ɔkɔɔ dan no mu kɔsusuu ɛpono ano adum no, basafa baako, ne ɛpono no, basafa mmiɛnsa, na ɛpono no trɛ yɛ basafa mmiɛnsa ne fa;

4 na ɔsusuu ne ntwemu basafa du ne ne trɛ basafa du, asɔredan no anim; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne kronkron mu kronkronbea.

5 Ɛnna ɔsusuu ɛdan no fasuo, basafa mmiɛnsa, ne ɛho mpia no trɛ, basafa mmienu de twaa ɛdan no nyinaa ho hyiaeɛ.

6 Na nkyɛn mu mpia no, pia si pia so ahodoɔ mmiɛnsa, saa ahodoɔ aduasa, na ɛkɔ ɔfasuo a ɛwɔ ɛdan no ho ma mpia no so, twa ho hyia, ɛma no sosɔ mu, nanso ɛnsosɔ ɛdan no fasuo mu;

7 na mpia no rekɔ soro hyia no, na emu retrɛ, na ɛdan no ho mpia no kɔ soro ara twa ɛdan no ho hyia, enti emu trɛe wɔ ɛdan no ho wɔ soro, na ɛde saa firi aseɛ deɛ no mu fa mfimfini deɛ no mu kɔ soro deɛ no mu.

8 Na mehunuu ɛdan no ho bamma a ɛtwa ho hyia a ɛne nkyɛn mu mpia no nnyinasoɔ, ne hini korɔn duru basafa mmiɛnsa ɛne demmire no pɛ.

9 Nkyɛnmu mpia no akyiri fasuo no trɛ yɛ basafa mmienu ne fa, na deɛ wɔgyaa no ɛdan no ho nkyɛn mu mpia no ho no nso saa ara.

10 Na adammoa no ntam trɛ yɛ basafa du de twa ɛdan no ho hyia twan.

11 Na nkyɛn mu mpia no apono ano kwan kɔ deɛ wɔgyaeɛ no so, ɛpono ano baako hwɛ atifi fam, na ɛpono ano baako hwɛ anafoɔ fam, na ɛkwan a wɔgyaeɛ no trɛ yɛ basafa mmienu ne fa twa ho hyia.

12 Na ɛdan a ɛsi efie no akyiri adihɔ, atɔeɛ fam no trɛ yɛ basafa aduasa nnum, na ɛdan no fasuo trɛ yɛ basafa mmienu ne fa de twa ho hyia, na ne ntwemu yɛ basafa aduanan nnum.

13 Na ɔsusuu ɛdan no ntwemu, ɛyɛ basafa aduonum, ne afikyire adihɔ ne ɛhɔ dan no ne n’afasuo ntwemu, basafa aduonum;

14 na ɛdan no anim trɛ ne n’adihɔ no deɛ, apueeɛ fam, yɛ basafa aduonum.

15 Saa na ɔsusuu ɛdan a ɛsi n’adihɔ no anim a ɛkɔduruu n’akyi ne ɛho mmrannaa a ɛwɔ ho ntwemu, basafa aduonum, ne asɔredan no mu abannwa no ntwonoo.

16 Apono ase ne mpomma aniahunuankansa ne mmrannaa a ɛtwa ne mmiɛnsa no ho hyia no, aponnwa a wɔde dua adura ho ahyia no, ne fam de kɔka mpomma no ho no, ne (mpomma a wɔakatakata ho no),

17 apono ano atifi hɔnom, ɛdan no mu fam ne akyire fam ne afasuo no nyinaa twan, emu fam ne ɛho fam, ne nyinaa wɔ ne nsusuiɛ.

18 Na wɔayeyɛ kerubim ne mmɛ, na abɛ wɔ kerub ntam, na kerub wɔ anim mmienu;

19 na onipa anim hwɛ abɛ wɔ fa ha, na gyata anim hwɛ abɛ wɔ fa ha; wɔyɛɛ no ɛdan no mu nyinaa hyiae.

20 Ɛfiri fam kɔsi pono no atifi na wɔayeyɛ kerubim ne mmɛ no asɔredan no fasuo ho.

21 Asɔredan no wɔ aponnwa ahinanan, na kronkronbea no anim deɛ te saa ara.

22 Afɔrebukyia no yɛ dua, ne korɔn yɛ basafa baako ne fa, na ne ntwemu yɛ basafa baako, na ne ntweaso ne ne nnyinasoɔ ne n’afasuo yɛ dua. Na ɔka kyerɛ me sɛ: Yei ne ɛpono a ɛsi AWURADE anim.

23 Na asɔredan no asa ne pia kronkron no wɔ apono mmienu.

24 Na apono no yɛ ntanta, apono mmukamu mmienu mmienu. Mmienu yɛ ɛpono baako deɛ, na ɛpono mmienu yɛ baako deɛ.

25 Na wɔayɛ asɔredan ano apono no so kerubim ne mmɛ, sɛdeɛ wɔyɛɛ no afasuo no ho no. Na dua ntiasoɔ wɔ ntwonoo no anim adihɔ fam.

26 Na mpomma aniahunuankansa ne mmɛ wɔ ɔfa ha ne fa ha, ntwonoo no nkyɛn mu ne ɛdan no nkyɛn mu mpia ne nkatasoɔ mpuna no ho.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 42

Asɔrefie ho nsase no nsusuiɛ

1 Ɛnna ɔde me firii adi faa atifi fam kwan so kɔɔ ɛho fam abannwa no soɔ, na ɔde me kɔɔ dammoa a ɛda adihɔ ne ɛhɔ dan no ntentensoɔ a ɛhwɛ atifi fam no ho,

2 ne ntwemu no, ɛyɛ basafa aduonum, ɛpono ano wɔ atifi fam, na ne trɛ yɛ basafa aduonu nnum;

3 ɛda abannwa a ɛwɔ fie no ntentensoɔ, ɛyɛ basafa du; abrannaa hwɛ abrannaa anim, nsamsoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa mu,

4 na adammoa no anim na ɔkwan a ne trɛ yɛ basafa nnum wɔ fie afa mu, ɛkɔ basafa aduonum kwan a ɛwɔ mu no so; na apono no ano hwɛ atifi fam.

5 Na soro dammoa no yɛ ntiantia, ɛfiri sɛ mmrannaa no afa fa, na ɛntrɛ sɛ ɛdan no mfimfini no ase deɛ no,

6 ɛfiri sɛ ɛyɛ aborɔsansa, na ɛnni adum sɛ mmannwa no adum no. Ne saa nti na wɔadwom afiri aseɛ deɛ ne mfimfini deɛ no so, firi fam.

7 Na aboɔ ban a ɛwɔ adihɔ fam siane dammoa no, ɛho fam abannwa no mu hwɛ dammoa no anim, ne ntwemu basafa aduonu nnum,

8 na adammoa a ɛhwɛ ɛho fam abannwa no ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na hwɛ, asɔredan no anim deɛ na ɛyɛ basafa aduonum;

9 na adammoa yi pue aboɔ ban no so; ɔkwan a obi firi ɛho fam abannwa no so reba mu a ɔfa soɔ no da apueeɛ fam.

10 Abannwa no fasuo trɛ a ɛhwɛ apueeɛ fam no, atuntunatoɔ ne ɛhɔ dan ntentensoɔ mu na adammoa wɔ,

11 na ɔkwan da anim. Ɛte sɛ adammoa a ɛwɔ atifi fam no, ne ntwemu ne ne trɛ saa ara ne n’adifire akwan nyinaa ne ne nsiesieeɛ; na sɛdeɛ n’apono ano teɛ no,

12 saa ara nso na adammoa a ɛwɔ anafoɔ fam no teteɛ, ɛpono ano wɔ ɔkwan no ti, ɛne ɔkwan a ɛda ɛho aban no anim, ɔkwan a wɔfiri apueeɛ fam nam so ba mu no.

13 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Atifi fam adammoa ne anafoɔ fam adammoa a ɛsisi adihɔ no anim no ne adammoa kronkron a asɔfoɔ a wɔbɛn AWURADE no bɛdi akronkronneɛ mu akronkronneɛ no; ɛhɔ na wɔmfa akronkronneɛ mu akronkronneɛ nguguo, aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, na ɛhɔ yɛ kronkron.

14 Asɔfoɔ no hyɛne mu a, wɔmmfiri kronkronbea hɔ mmfiri adi nnkɔ ɛho fam abannwa no so, na emu hɔ na wɔmfa wɔn ntadeɛ a wɔde som nguo, na ɛyɛ kronkron. Wɔnhyehyɛ ntadeɛ foforɔ ansa na wɔabɛn deɛ ɛyɛ ɔman no deɛ ho.

15 Na ɔwiee dan a ɛwɔ mu no susuo no, ɔde me firii adi faa ɛpono kɛseɛ a ani hwɛ apueeɛ fam no kwan so, na ɔsusu hyiaa twan,

16 ɔde susuo demmire no susuu apueeɛ fam deɛ no basafa ahanu aduonum, susuo demmire no so de twa hyiae.

17 Ɔsusuu atifi fam deɛ no basafa ahanu aduonum, susuo demmire no so, de twa hyiae.

18 Ɔsusuu anafoɔ fam deɛ no basafa ahanu aduonum, susuo demmire no so;

19 ɔdane kɔɔ atɔeɛ fam kɔsusuu basafa ahanu aduonum, susuo demmire no so.

20 Afa nnan no so na ɔsusuu no. Ɔfasuo twa ho hyia twan; ne ntwemu yɛ basafa ahanu aduonum ne ne trɛ yɛ basafa ahanu aduonum, sɛ ɛntwa kronkronbea ne anihumafoɔ deɛ ntam.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 43

Asɔrefie foforɔ no animuonyam

1 Ɛnna ɔde me baa ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ kwan soɔ no ano.

2 Na hwɛ, Israel Nyankopɔn animuonyam refiri apueeɛ kwan so reba, na ne nne te sɛ nsuo bebree nne, na n’animuonyam maa asase harann.

3 Na adeɛ a mehunuiɛ no su te sɛ adeɛ a mehunuiɛ berɛ a ɔba bɛsɛee kuro no; na ɛyɛ anisoadehunu a ɛte sɛ adeɛ a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.

4 Na AWURADE animuonyam no baa efie hɔ ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ fam no kwan so.

5 Na honhom no maa me so de me baa abannwa a ɛwɔ mu no so, na hwɛ, AWURADE animuonyam no ayɛ efie no ma.

6 Na metee sɛ obi firi efie no mu ne me rekasa, na ɔbarima bi gyina me nkyɛn.

7 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, m’ahennwa sibea ne m’anammɔn agyinaeɛ a mɛtena hɔ, Israelfoɔ mu akɔsi daa nie. Na Israel fie rengu me din kronkron ho fi bio, sɛdeɛ wɔn ne wɔn ahemfo de wɔn adwamammɔ ne wɔn ahemfo afunu yɛeɛ no, wɔn sorɔnsorɔmmea so,

8 sɛ wɔde wɔn apono ase too m’apono ase ho na wɔde wɔn aponnwa nkyɛn mu sii m’aponnwa nkyɛn mu ho, maa ɔfasuo nko sii me ne wɔn ntam no, na wɔde wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛ guu me din kronkron no ho fi maa mehyee wɔn m’abufuo mu no.

9 Afei deɛ, wɔnyi wɔn adwamammɔ no wɔn ahemfo afunu no mfiri me nkyɛn nkɔ akyirikyiri, na mɛtena wɔn mu akɔsi daa.

10 Wo, onipa ba, fa asɔrefie yi kyerɛ Israel fie, na wɔn anim ngu ase, wɔn amumuyɛ ho, na ma wɔnsusu susudeɛ no.

11 Na sɛ wɔn anim gu ase deɛ wɔayɛ nyinaa ho a, kyerɛ wɔn asɔrefie no suban ne ne nsiesieeɛ, ne n’adifire ne ne muba, ne ne su nyinaa ne n’ahyɛdeɛ nyinaa, ne ne ban nyinaa ne ɛho mmara nyinaa, na twerɛ no wɔn anim, na wɔnhwɛ ne su no nyinaa ne ɛho ahyɛdeɛ nyinaa, na wɔnni so.

12 Yei ne asɔrefie no ho mmara: Bepɔ no atifi ne ɛhyeɛ a ɛtwa ho hyia twan nyinaa nyɛ akronkronneɛ mu kronkron. Hwɛ, efie no ho mmara nie.

Afɔrebukyia no

13 Na yeinom ne afɔrebukyia no nsusuiɛ, (basafa baako yɛ basafa ne nsa mu trɛ soɔ), ne nnyinasoɔ yɛ anammɔn ne fa, na ne trɛ yɛ anammɔn baako ne fa, na anoano hini a ɛtwa ho hyia yɛ nsaama baako; na yei ne afɔrebukyia no ase.

14 Na ɛfiri fam nnyinasoɔ no so de kɔsi aseɛ faferɛ no so yɛ basafa baako, na ne trɛ yɛ anammɔn baako ne fa, na ɛfiri faferɛ kumaa no so kɔsi faferɛ kɛseɛ no soɔ yɛ basafa mmienu, na ne trɛ yɛ anammɔn baako ne fa.

15 Na afɔrebukyia no yɛ basafa mmienu, na ɛfiri afɔrebukyia no so de kɔ soro wɔ mmɛn nnan.

16 Na afɔrebukyia no ntwemu yɛ basafa nsia, na ne trɛ nsia, n’afa nnan, ɛyɛ ahinanan.

17 Na faferɛ no ntwemu yɛ basafa nson, na n’afa nnan ne trɛ yɛ nson, na ano a ɛtwa ho hyia no yɛ bɛyɛ anammɔn baako, na ne nnyinasoɔ anammɔn baako ne fa twa ho hyia; na n’aforoeɛ hwɛ apueeɛ.

18 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yeinom ne afɔrebukyia no ho ahyɛdeɛ, da a wɔbɛyɛ no sɛ wɔmmɔ so hyeɛ afɔdeɛ na wɔmpete so mogya no;

19 Asɔfoɔ, Lewifoɔ a wɔfiri Sadok asefoɔ mu a wɔbɛba abɛbɛn me sɛ wɔrebɛsom me no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ma wɔn nantwiburuwa na wɔmfa mmɔ bɔne ho afɔdeɛ,

20 na fa ne mogya no bi keka ne mmɛn nnan ne faferɛ no ahinanan ne anoano a ɛtwa ho hyia, fa yi ɛho bɔne na pata ma no.

21 Na fa bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no, na hye no, asɔrefie no baabi a wɔayi ato hɔ, kronkronbea adihɔ fam no.

22 Na ɛda a ɛtɔ so mmienu no, fa ɔpapo a ɔnni dɛm bra bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ, na wɔmfa nyi afɔrebukyia no ho bɔne, sɛdeɛ wɔde nantwinini no yiiɛ no.

23 Sɛ wowie bɔne no yi a, fa nantwiburuwa a ɔnni dɛm ne nnwankuo mu adwennini a ɔnni dɛm bra,

24 na fa wɔn bra AWURADE anim, na asɔfoɔ no mfa nkyene ngu wɔn so, na wɔmfa wɔn mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE.

25 Nnanson na fa ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ daa, na nantwiburuwa ne nnwankuo mu dwennini a ɛdɛm biara nni wɔn ho nso na wɔmfa mmɔ.

26 Nnanson na wɔmfa mpata mma afɔrebukyia no, na wɔnnwira ho na wɔmfa nhyɛ nsa.

27 Na wɔwie nna no a, da a ɛtɔ so nwɔtwe de rekorɔ no, asɔfoɔ no mmɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ne mo asomdwoeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no so, na m’ani bɛsɔ mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 44

Kronkronbea no ho asomfo

1 Ɛnna ɔde me faa kronkronbea no anim ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no kwan soɔ, na ɛno deɛ, na wɔato mu.

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɛpono kɛseɛ yi, wɔato mu ara, wɔrenhini, na obi remfa mu mma mu, ɛfiri sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn afa mu aba mu nti, wɔato mu ara.

3 Ɔberempɔn no nko, ɔberempɔn a ɔyɛ nti na ɔbɛtena mu adidie, AWURADE anim. Ɔbɛfa ɛpono kɛseɛ no ntwonoo kwan so ahyɛne mu, na wafa ɔkwan no so afiri adi.

4 Ɛnna ɔde me faa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so de me baa asɔredan no anim, na mehwɛe, na hwɛ, na AWURADE animuonyam no ahyɛ AWURADE dan no ma, na mehwee fam de m’anim butui.

5 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie deɛ merebɛka akyerɛ woɔ, AWURADE fie ahyɛdeɛ nyinaa ne ne mmara nyinaa ho no nyinaa, na hwɛ no yie na wɔn a ɛfata sɛ wɔba asɔrefie no aba, na wɔn a wɔmfata no, moapam wɔn.

6 Na ka kyerɛ atuatefoɔ, Israel fie no, sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Israel fie, mo akyiwadeɛ no nyinaa, momma no nnɔɔso mma mo,

7 sɛ mode ananafoɔ mma, akoma mu momonotofoɔ ne honam mu momonotofoɔ baeɛ, sɛ wɔmmɛtena me kronkronbea ngu me fie ho fi, sɛ mode m’aduane, sradeɛ ne mogya baeɛ, na wɔsɛee m’apam, mo akyiwadeɛ nyinaa soɔ,

8 nanso moanyɛ m’akronkronneɛ no ho adwuma no, na mmom mode mo ara mo nnipa asisi me kronkronbea hɔ adwuma no soɔ.

9 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɔnanani biara a ɔyɛ akoma mu momonotoni ne honam mu momonotoni nnhyɛne me kronkronbea, ananafoɔ a ɛwɔ Israelfoɔ mu nyinaa mu,

10 na mpo Lewifoɔ a wɔafiri me ho kɔ akyirikyirie, Israel fom a wɔfomm firii me nkyɛn kɔdii wɔn abosom akyire no mu no, wɔn mpo wɔbɛsoa wɔn amumuyɛ;

11 na wɔbɛyɛ me kronkronbea asomfo ayɛ asɔrefie no apono ano ahwɛfoɔ, na wɔasom asɔrefie no mu. Wɔn na wɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɔkum afɔdeɛ ama ɔman no, na wɔn ara na wɔbɛgyina wɔn anim asom wɔn.

12 Ɛsiane sɛ wɔasom wɔn, wɔn abosom anim na wɔadanedane Israel fie amumuyɛ suntidua nti, mama me nsa so atia wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, sɛ wɔnsoa wɔn amumuyɛ;

13 na wɔntwe mmpini me mmmɛyɛ asɔfodwuma mmma me, na wɔmmmɛn m’akronkronneɛ no biara mmma m’akronkronneɛ mu akronkronneɛ ho, na wɔnsoa wɔn ahohora ne wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no.

14 Nanso mede asɔrefie no ho adwuma no bɛhyɛ wɔn nsa, ɛho som ne adeɛ biara a wɔyɛ wɔ mu no nyinaa mu.

Lewifoɔ asɔfoɔ no

15 Na asɔfoɔ Lewifoɔ, Sadok mma a wɔyɛ kronkronbea hɔ adwuma, berɛ a Israelfoɔ firii me nkyɛn kɔfomm kwan no, wɔn deɛ, wɔbɛbɛn me, asom me, na wɔagyina m’anim de sradeɛ ne mogya abrɛ me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,

16 wɔn na wɔbɛhyɛne me kronkronbea hɔ, na wɔn na wɔbɛbɛn me pono ho abɛsom me, na wɔayɛ me som adwuma no.

17 Na sɛ wɔreba aponkɛseɛ a ɛwɔ abannwa a ɛwɔ mu no ho a, wɔnhyehyɛ nwera ntadeɛ, na kuntutam biara nnka wɔn ho berɛ a wɔresom emu fam abannwa no, aponkɛseɛ no mu ne efie no mu.

18 Wɔmfa nwera ahyehyɛdeɛ mmobɔ wɔn ti, a nwera pieto nhyehyɛ wɔn; wɔmmfa biribiara a ɛbɛma wɔafiri fifire mmmɔ abɔsoɔ.

19 Na wɔrefiri adi afiri abannwa no so akɔ ɔman no nkyɛn a, wɔnyiyi ntadeɛ a wɔhyɛ de someɛ no, mfa ngu kronkronbea adammoa no mu, na wɔnhyehyɛ ntadeɛ afoforɔ, na wɔamfa wɔn ntadeɛ kronkronyɛ no ankɔ nkurɔfoɔ no mu.

20 Na wɔnnyiyi wɔn ti, nso wɔnnsi atimum, bubuo nko na wɔmmubu wɔn tiri soɔ.

21 Na bobesa nso ɔsɔfoɔ biara nnnom berɛ a wɔrehyɛne abannwa a ɛwɔ mu no soɔ.

22 Nanso wɔmmfa okunafoɔ ne deɛ wɔako no nnware, na mmom wɔmfa Israel fie asefoɔ mu mmammaa, anaa okunafoɔ a ɔyɛ ɔsɔfoɔ bi kunafoɔ.

23 Na wɔnkyerɛ me man akronkronneɛ ne deɛ abuo so ntam nsonsonoeɛ, na wɔmma wɔnhunu deɛ ɛho wɔ fi ne deɛ ɛho teɛ ntam nsonsonoeɛ.

24 Na akameakamesɛm nso, wɔn ara na wɔnnyina hɔ mmu ho atɛn, m’atemmudeɛ so na wɔmmu atɛn, na wɔnhwɛ me mmara ahodoɔ ne m’ahyɛdeɛ, m’afahyɛ nyinaa mu, na wɔnyɛ me home nna kronkron.

25 Na wɔnnkɔ funu bi ho nnkɔgu wɔn ho fi, gye agya ne ɛna ne ɔbabanin ne ɔbabaa ne onuabarima ne onuabaa a ɔnnya nyɛɛ ɔbarima deɛ ho na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔma wɔn ho kum.

26 Na ɔdwira ne ho wie a, wɔnkan nnanson mma no,

27 na ɛda a ɔrehyɛne kronkronbea akɔ emu fam abannwa so akɔsom kronkronbea no, ɔmfa ne bɔne ho afɔdeɛ mmra, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

28 Na deɛ ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ deɛ, mene wɔn agyapadeɛ, na mommma wɔn kyɛfa bi wɔ Israel mu, mene wɔn kyɛfa.

29 Aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ no, wɔn ara na wɔnnie, na Israel mu ahyiradeɛ nyinaa nyɛ wɔn deɛ.

30 Na nnoɔma nyinaa mu aba a ɛdi kan mfitiaseɛ no, ne nnoɔma nyinaa mu mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a moma soɔ nyinaa no, ɛnyɛ asɔfoɔ no dea; na mo mmɔre mu deɛ ɛdi kan no, momfa mma ɔsɔfoɔ, na nhyira mmra mo fie.

31 Abɔfono biara ne deɛ wɔatete ne mu, nnomaa ne mmoa mu no, asɔfoɔ nnni.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 45

AWURADE, n’asomfo, kuro kronkron no ne aberempɔn no kyɛfa

1 Na sɛ moretwe asase no so ntonto de akyɛ agyapadeɛ a, monyi so mmasoɔ afɔrebɔdeɛ asase no mu akronkronneɛ mma AWURADE; ne ntwemu nyɛ susuo basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du; wɔbɛfrɛ no asase kronkron n’ahyeɛ nyinaa mu.

2 Yei mu basafa ahanu aduonum a ɛyɛ ahinanan hyia no nyɛ kronkronbea no deɛ, na basafa aduonu nnum nyɛ ne mmoa adidibea nsase ntwa ho nhyia.

3 Na asase a moasusuo no ara mu, susu ntwemu basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du, na yei mu na kronkronbea no, akronkronneɛ mu kronkron no ntena.

4 Asase no mu akronkronneɛ ne no, ɛnyɛ asɔfoɔ a wɔsom kronkronbea a wɔpinkyɛ bɛsom AWURADE no deɛ, na ɛnyɛ wɔn adan sisibea ne kronkronbea ho kronkronbea.

5 Na ntwemu basafa mpem dummienu ne ahanum no no, ne trɛ mu yɛ mpem nnum no nyɛ Lewifoɔ a wɔyɛ asɔrefie no mu asomfo deɛ, na ɛnyɛ wɔn kyɛfa, nkuro a wɔbɛtena mu.

6 Nanso monyi kuro no kyɛfa a ne trɛ yɛ basafa mpem mmienu ne ahanum na ne ntwemu yɛ basafa mpem dummienu ne ahanum, kronkronbea mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no ho, ɛnyɛ Israel fie nyinaa dea.

7 Na ɔberempɔn no deɛ no nna kronkronbea no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne kuro no kyɛfa no nkyɛn mu ɛha ne ɛha, kronkronbea no mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ne kuro no kyɛfa no anim, atɔeɛ fam, de rekɔ apueeɛ, ntwemu ne mmusuakuo no kyɛfa no mmaako mmaako deɛ no nsɛ, ɛmfiri atɔeɛ hyeɛ so nkɔ apueeɛ hyeɛ so;

8 asase no na ɛnyɛ ne kyɛfa Israel mu, na m’aberempɔn anhyɛ me man so bio; na wɔmfa asase no mma Israel fie sɛdeɛ wɔn mmusuakuo no teɛ.

9 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Momma no nnɔɔso mma mo, Israel aberempɔn, monnyae amimdie ne nhyɛsoɔ, na monyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, monnyae sɛ monam ɔhyɛ so gye nsase firi me nkurɔfoɔ hɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

10 Monnya nsania pa ne efa pa ne batpa.

11 Efa ne bat nsusuiɛ nyɛ baako, na efa nso nyɛ homer nkyɛmu du mu baako. Ne nsusuiɛ nyɛ sɛ homer baako.

12 Na dwetɛbena nyɛ gera aduonu. Nnwetɛbena aduonu, nnwetɛbena aduonu nnum ne nnwetɛbena dunum nyɛ mo mina.

13 Yei ne mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a momma soɔ; Ayuo homer mu efa nkyɛmu nsia mu baako ne atokoɔ homer mu efa nkyɛmu nsia mu baako.

14 Na ngo ho ahyɛdeɛ nie: Ngo bat no, bat nkyɛmu du mu baako na momma mfiri susukoraa a ɛne homer a ɛdi bat du no mu; na bat du na ɛyɛ homer;

15 na odwan baako a ɔfiri nnwankuo mu, nnwan ahanu a ɛwɔ Israel adidibea a ɛhɔ afɔ no mu, na ɛnyɛ aduane afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔmfa mpata mma wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

16 Asase no so nnipa nyinaa mfa mmasoɔ afɔrebɔdeɛ yi mma Israel mu berempɔn no.

17 Na ɛyɛ ɔberempɔn no asɛdeɛ sɛ ɔmma ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, nnapɔnna ne abosome foforɔ ne home nna wɔ Israel fie afahyɛ a wɔhyehyɛ nyinaa mu, ɔno ara na ɔmma bɔne ho afɔdeɛ, ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔde pata ma Israel fie no.

Afahyɛ ne afɔrebɔ ho nhyehyɛɛ

18 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Bosome a ɛdi kan no, da a ɛdi kan no, fa nantwiburuwa a ɔnni dɛm yi kronkronbea no ho bɔne.

19 Na ɔsɔfoɔ no mfa bɔne ho afɔdeɛ mogya no bi nkeka asɔrefie no aponnwa ne afɔrebukyia no faferɛ no ntweaso nnan ne abannwa a ɛwɔ mu no ponkɛseɛ no aponnwa ho.

20 Na bosome no da a ɛtɔ so nson no, yɛ saa ara, ma deɛ wafom anibiannasoɔ ne ne ntetekwaasɛm soɔ no nti, na momfa mpata mma efie no.

21 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no monni Twam Afahyɛ no. Monnni paanoo a ɛntuiɛ nnanson.

22 Na ɔberempɔn no mfa nantwinini bi, da no ara, mmɔ ɔno ara ne asase no so man nyinaa ho bɔne afɔdeɛ.

23 Na afahyɛ nnanson no nyinaa, ɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE, anantwinini nson ne adwennini nson a ɛdɛm nni wɔn ho, nna nson no mu da biara, ne bɔne ho afɔdeɛ nso, ɔpapo baako;

24 na ɔmma aduane afɔdeɛ nso, nantwie baako ne aduane efa baako, ne odwennini baako ne aduane efa baako, na ngo susutoa baako nka aduane efa baako ho.

25 Bosome a ɛtɔ so nson da a ɛtɔ so dunum no, afahyɛ no mu no, ɔnyɛ sei ara nnanson, sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne ngo nso deɛ.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 46

Ɔberempɔn no afɔrebɔdeɛ

1 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Abannwa ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no, wɔnto mu adwumayɛ nna nsia no nyinaa, na homeda no deɛ, wɔnhini, na bosome foforɔ da no nso, wɔnhini.

2 Na ɔberempɔn no mfiri akyire, mfa ntwonoo kwan pono so mmɛgyina ɛpono kɛseɛ no aponnwa ho; na asɔfoɔ no mmɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne n’asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔnkoto nsɔre, ɛpono kɛseɛ no aponnwa ho, na ɔmfiri adi, na ɛpono kɛseɛ no deɛ, wɔnnto mu kɔsi anwummerɛ.

3 Na asase no so nnipa no nso nkoto nsɔre ɛpono kɛseɛ no ano, home nna ne abosome foforɔ mu, AWURADE anim.

4 Na ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɔberempɔn no mfa mmrɛ AWURADE no nie: Homeda, nnwanten nsia a wɔnni dɛm ne odwennini a ne ho nni dɛm;

5 ne aduane afɔdeɛ: Odwennini no deɛ, efa ne nnwanten no ho aduane afɔdeɛ a ne nsa bɛso soɔ ne ngo susutoa a ɛka efa no ho.

6 Na bosome foforɔ da no: Nantwiburuwa a ɔnni dɛm ne nnwanten nsia ne odwennini baako a wɔnni dɛm,

7 ne nantwinini no ho efa ne odwennini no ho efa na ɔmfa nyɛ aduane afɔdeɛ ne nnwanten no deɛ, sɛdeɛ ne nsa bɛso soɔ, ne ngo susutoa a ɛka efa ho.

8 Na sɛ ɔberempɔn no rebɛhyɛne mu a, ɔmfa ɛpono kɛseɛ no ntwonoo kwan so nkɔ mu, na ɔmfa hɔ ara mfiri adi.

9 Na sɛ asase no so nnipa no reba AWURADE anim, afahyɛ no mu a, deɛ ɔfa atifi fam ponkɛseɛ no kwan so ba mu bɛsɔreɛ no, ɔmfa anafoɔ fam ponkɛseɛ no kwan so mfiri adi, na deɛ ɔfa anafoɔ fam ponkɛseɛ ano ba mu no, ɔmfa atifi fam ponkɛseɛ no ano mfiri adi; ɔnnsan mmfa ɛpono kɛseɛ a ɔfaa mu baa mu no mu mmfiri adi, na ɔnkɔ n’anim tee mfiri adi.

10 Na ɔberempɔn no, sɛ wɔreba mu a, ɔmfra wɔn mu mmra mu, na sɛ wɔrefiri adi a, ɔne wɔn mfiri adi.

11 Na nnapɔnna ne afahyɛ no mu aduane afɔdeɛ nyɛ nantwinini ne aduane efa, ne odwennini ne aduane efa, ne nnwanten ho deɛ ne nsa bɛso soɔ, ne aduane efa ho ngo susutoa.

12 Na sɛ ɔberempɔn no rebɛbɔ ayamyi hyeɛ afɔdeɛ anaa ayamyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE a, ɛnneɛ wɔnhini no ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no, na ɔmmɔ ne hyeɛ afɔdeɛ ne n’asomdwoeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ ɔyɛ no homeda no, na ɔmfiri adi; na n’adifire akyiri no, wɔnto ɛpono kɛseɛ no mu.

13 Na odwanten a wadi afe a ɔnni dɛm na fa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma AWURADE; anɔpa anɔpa na bɔ;

14 na siesie ɛho aduane afɔdeɛ daa anɔpa, efa nkyɛmu nsia mu baako, ne ngo susutoa nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, na wɔmfa mfɔre esiam no na ɛnyɛ aduane afɔdeɛ mma AWURADE; ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ daa;

15 na monsiesie odwanten no, ne aduane afɔdeɛ ne ngo no daa anɔpa: Ɛyɛ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ.

16 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ ɔberempɔn no de n’agyapadeɛ no bi kyɛ ne mma no bi a, ɛyɛ ne mma no deɛ, wɔn agyapadeɛ mu kyɛfa ne no.

17 Na sɛ ɔde n’agyapadeɛ no bi kyɛ ne nkoa mu bi a, ɛnneɛ ɛnyɛ akoa no deɛ nkɔsi ahofadie afe no so, na ɛnsane nkɔyɛ ɔberempɔn no deɛ bio, ɛyɛ ɔno ara agyapadeɛ, ne mma na ɛnyɛ wɔn deɛ.

18 Nanso ɔberempɔn no mmfa ɔmanfoɔ no agyapadeɛ bi, mmpam wɔn mfiri wɔn kyɛfa mu; ɔno ara ne kyɛfa no bi na ɔmfa mma ne mma na wɔnnie, deɛ ɛbɛyɛ na wɔampansam me man mu onipa biara amfiri n’agyapadeɛ soɔ.

19 Ɛnna ɔde me faa ɔkwan a ɛda ɛpono kɛseɛ no nhyɛnmu no so kɔɔ adammoa kronkron a ɛyɛ asɔfoɔ dea, a ɛhwɛ atifi fam no ano, na hwɛ, afa bi wɔ hɔ, atɔeɛ fam, akyire nohoa.

20 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne faako a asɔfoɔ no bɛnoa asodie ho afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ no, na wɔatoto aduane afɔdeɛ no, na wɔamfa amfiri adi ankɔ abannwa a ɛwɔ ho no so ankɔte ɔman no ho.

21 Ɛnna ɔde me firii adi baa abannwa a ɛwɔ ho no soɔ, na ɔmaa mesene kɔɔ abannwa no ntweaso nnan no ho, na hwɛ, atuntuma bi wɔ abannwa no biara ntweaso.

22 Abannwa no ntwea nnan no mu na ntuntuma a wɔabram ho wowɔ a ne ntwemu yɛ basafa aduonu na ne trɛ yɛ basafa dunum, ntweaso ntutuma nnan no nyinaa nsusuiɛ yɛ baako.

23 Na bamma bi twa ntuntuma nnan no mu hyia twan, na wɔayeyɛ mmukyia, mmamma no ase, de atwa ho ahyia.

24 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne aduanenoa adan a efie no mu asomfo no nnoa ɔmanfoɔ no kum afɔdeɛ wɔ hɔ.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 47

Asɔrefie no mu asutire

1 Ɛnna ɔde me sane baa asɔredan no pono ano, na hwɛ, nsuo firi asɔredan no aponnwa ase resene kɔ apueeɛ fam, (na asɔredan no anim hwɛ apueeɛ), na nsuo no resiane wɔ aseɛ, asɔredan no nifa so, afɔrebukyia no anafoɔ fam.

2 Na ɔde me nam atifi fam ponkɛseɛ no kwan so firii adi, na ɔde me faa mfikyikwan no so, konton baa anim ponkɛseɛ a ɛhwɛ apueeɛ no kwan no so, na hwɛ, na nsuo firi nifa so resene.

3 Ɔbarima no firi kɔɔ apueeɛ no, na susuhoma kura ne nsamu, na ɔsusuu basafa ahanum, na ɔde me twaa nsuo no, nsuo a ɛka nanpɔ soɔ.

4 Na ɔsusuu ahanum, na ɔde me twaa nsuo no, nsuo a ɛka nankoroma. Na ɔsusuu ahanum, na ɔde me twae, nsuo a ɛka asene mu.

5 Na ɔsusuu ahanum, na ɛyɛ nsuo a mantumi mantwa, ɛfiri sɛ nsuo no mu dɔ a wɔboro, ayɛ sɛ nsuo a wɔntumi ntwa.

6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba woahunu anaa?

Na ɔde me nam asuo no ano sane bae,

7 na mesane bae, na hwɛ, nnua bebree pa wɔ asuo no ano, ɛha ne ɛha.

8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo yi firi sene kɔ apueeɛ fam kanko no mu, na ɛsiane kɔ mpaperɛ no so. Ɛpo mu na nsuo a ɛfiri sene yi korɔ, na asa nsuo no yadeɛ.

9 Na ɔkra teasefoɔ biara a ɛkeka ne ho, baabiara a asuo a ɛboro soɔ yi bɛkɔ hɔ no bɛnya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa ara, ɛfiri sɛ nsuo yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsuo yadeɛ, na nnoɔma nyinaa anya nkwa, deɛ asuo no korɔ biara.

10 Na apofofoɔ bɛgyina ɛpo no so, ɛfiri En-gedi kɔsi En-eglaim bɛyɛ asau hatabea. Emu mpataa bɛyɛ ahodoɔ, sɛ ɛpo kɛseɛ mu nam bebree pa ara.

11 N’aforɔ ne n’atɛkyɛ deɛ, wɔrensa, wɔbɛgya de ayɛ nkyene.

12 Na asuo no nsunoa ha ne ha na nnua a wɔdie ahodoɔ nyinaa bɛfiri; n’ahahan rempo, na n’aba rensa, ɛbɛso n’abosome mu, ɛfiri sɛ ne nsuo no, kronkronbea na ɛfiri sene. Na n’aba bɛyɛ aduane, na n’ahahan ayɛ aduro.

Asase no ahyeɛ

13 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei ne ɛhyeɛ a mode bɛkyɛ asase no ama Israel mmusuakuo dummienu no adi soɔ; Yosef deɛ nyɛ nhoma mmienu;

14 na monkyɛ nni so mma obiara deɛ nyɛ sɛ ne nua deɛ, ɛfiri sɛ ɛho na maka ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no; na asase yi bɛda hɔ ama mo, na moadi so.

15 Na asase no hyeɛ nie: Ano a ɛda atifi fam: Ɛfiri ɛpo kɛseɛ no ano, fa Hetlon kwan a ɛkɔ Sedad no so,

16 Hamat, Berota, Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hyeɛ ntam no), Haser-hatikon a ɛda Hauran hyeɛ ho no.

17 Na ɛhyeɛ no firi ɛpo no ano kɔ Hasar-Enon, Damasko hyeɛ so, na atifi fam deɛ, ɛhyeɛ a ɛda atifi fam ne Hamat; na ɛne ano a ɛdi atifi fam no.

18 Na ɛhyeɛ a ɛda apueeɛ fam ne Yordan a ɛwɔ Hauran ne Damasko ne Gilead ɛne Israel asase ntam no, monsusu mfiri ɛhyeɛ no so nkɔ apueeɛ po no ano; na ɛne ɛhyeɛ a ɛdi apueeɛ fam no.

19 Na ɛhyeɛ a ɛda anafoɔ fam hwɛ anafoɔ no: Ɛfiri Tamar kɔ Meribat-kades nsuo a ɛnam Misraim subonhwa no ano kɔduru ɛpo kɛseɛ no ano; na ɛne ɛhyeɛ a ɛhwɛ nifa, anafoɔ fam no.

20 Na ɛhyeɛ a ɛda atɔeɛ fam ne ɛpo kɛseɛ no firi ɛhyeɛ no ano ara kɔsi Hamat ntentensoɔ; ɛne ɛhyeɛ a ɛdi atɔeɛ no.

21 Na monkyɛ asase yi mu mfa, sɛdeɛ Israel mmusuakuo no teɛ.

22 Na ntonto so na monkyɛ asase no mfa nni soɔ, mo ne ananafoɔ a wɔabɛyɛ mo mu ahɔhoɔ a mo mu wɔawowo mma no, na wɔnyɛ mo sɛ wɔn a wɔwoo wɔn Israel mma mu, wɔne mo mmɔ agyapadeɛ so ntonto, Israel mmusuakuo no mu;

23 na abusuakuo ko a ɔnanani bi abɛyɛ mu hɔhoɔ no, ɛhɔ ara na momma no n’agyapadeɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 48

Mmusuakuo no kyɛfa

1 Na yeinom ne mmusuakuo no din: Ɛfiri atifi fam hyeɛ no so, Hetlon kwan nkyɛn mu a ɛrekɔ Hamat, Hasar-Enan, Damasko hyeɛ so, (deɛ ɛhwɛ atifi fam wɔ Hamat nkyɛn mu), na wɔnnya ano apueeɛ ne atɔeɛ, ɛno ne Dan, homa baako.

2 Na deɛ ɛdi Dan hyeɛ soɔ ɛfiri apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Aser deɛ, baako;

3 na deɛ ɛdi Aser hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Naftali deɛ, baako;

4 na deɛ ɛdi Naftali hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Manase deɛ, baako;

5 na deɛ ɛdi Manase hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Efraim deɛ, baako;

6 na deɛ ɛdi Efraim hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Ruben deɛ, baako;

7 na deɛ ɛdi Ruben hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Yuda deɛ, baako.

8 Na deɛ ɛdi Yuda hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no nyɛ mmasoɔ asase a momma soɔ no, ne trɛ nyɛ basafa mpem dummienu ne ahanum. Na ne ntwemu nyɛ sɛ kyɛfa no bi mfiri apueeɛ nkɔsi atɔeɛ, na kronkronbea no nna mfimfini.

9 Mmasoɔ asase a monyi mma AWURADE no ntwemu nie: Susuo basafa mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ yɛ mpem du.

10 Na wɔn a mmasoɔ asase kronkron yi nyɛ wɔn deɛ nie: Asɔfoɔ deɛ, atifi fam basafa mpem dummienu ne ahanum, atɔeɛ fam trɛ nyɛ mpem nnum, apueeɛ fam trɛ mpem nnum, na anafoɔ fam ntwemu mpem dummienu ne ahanum, na AWURADE kronkronbea no nna mfimfini.

11 Ɛnyɛ asɔfoɔ a wɔayɛ wɔn kronkron, Sadok mma mu, a wɔayɛ me som adwuma no a wɔamfom, Israelfoɔ fom no mu, sɛdeɛ Lewifoɔ no fomeeɛ no,

12 na wɔnnya asase no mmasoɔ mu deɛ wɔama soɔ, akronkronneɛ mu adekronkron, Lewifoɔ no hyeɛ ho.

13 Na Lewifoɔ no nnya asɔfoɔ hyeɛ no nkyɛn mu ntwemu mpem dummienu ne ahanum na ne trɛ yɛ mpem nnum; ntwemu nyinaa nyɛ mpem dummienu ne ahanum, na ne trɛ nyɛ mpem nnum.

14 Na wɔnntɔn mu bi, na wɔnnsesa, na wɔnnane asase no adeɛ a ɛdi kan no mmma, na ɛyɛ kronkron ma AWURADE.

15 Na basafa mpem mmienu ahanum a ɛka ne trɛ mu, mpem dummienu ne ahanum no mu no nyɛ anihumafoɔ adeɛ mma kuro no sɛ wɔn tenabea ne ɛho asase, na kuro no nna mfimfini.

16 Na ne nsusuiɛ nie: Atifi fam ano: Basafa mpem mmienu ahanu aduonum; na anafoɔ fam ano: Mpem mmienu ahanu ne aduonum; na apueeɛ ano: Mpem mmienu ahanu ne aduonum; na atɔeɛ fam ano: Mpem mmienu ahanu ne aduonum.

17 Na kuro no nnya mmoa adidibea nsase: Basafa ɔha ne aduonu nnum atifi fam, ne anafoɔ, basafa ɔha ne aduonu nnum, ne atɔeɛ fam basafa ɔha ne aduonu nnum.

18 Na deɛ aka wɔ mmasoɔ asase kronkron no nkyɛn mu, apueeɛ no, basafa mpem nnum ne atɔeɛ basafa mpem nnum no, ɛnna mmasoɔ asase kronkron no nkyɛn mu na ne nnɔbaeɛ nyɛ kuro no adwumayɛfoɔ aduane;

19 na kuro no adwumayɛfoɔ deɛ, wɔbɛfiri Israel mmusuakuo nyinaa mu abɛyɛ so adwuma.

20 Mmasoɔ asase no nyinaa yɛ basafa mpem dummienu ahanum, mmasoɔ asase kronkron no nyɛ ahinanan na ɛnka kuro no deɛ no ho.

21 Na nkaeɛ no nyɛ ɔberempɔn no deɛ, mmasoɔ asase kronkron ne kuro no deɛ no ho, ɛha ne ɛha, deɛ ɛda mmasoɔ asase no ho yɛ basafa mpem dummienu ne ahanum no ho kɔsi apueeɛ hyeɛ so, ne atɔeɛ fam deɛ a ɛda mpem dummienu ne ahanum no ho kɔsi atɔeɛ hyeɛ so ma no sesɛ mmusuakuo no kyɛfa soɔ no, ɛnyɛ ɔberempɔn no deɛ, na mmasoɔ asase kronkron ne asɔrefie no kronkronbea no nna ntam.

22 Na ɛfiri Lewifoɔ no kyɛfa ne kuro no kyɛfa a ɛda ɔberempɔn no deɛ no ntam no soɔ, deɛ ɛda Yuda hyeɛ ne Benyamin hyeɛ ntam no nyɛ ɔberempɔn no deɛ.

23 Na mmusuakuo a aka no deɛ nie: Ɛfiri apueeɛ de kɔ atɔeɛ no, Benyamin deɛ, baako;

24 na deɛ ɛdi Benyamin hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Simeon deɛ, baako;

25 na deɛ ɛdi Simeon hyeɛ so firi apueeɛ de rekorɔ no: Isakar deɛ, baako;

26 na deɛ ɛdi Isakar hyeɛ soɔ firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Sebulon deɛ, baako;

27 na deɛ ɛdi Sebulon hyeɛ so firi apueeɛ de kɔ atɔeɛ no: Gad deɛ, baako;

28 na Gad hyeɛ a ɛwɔ anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa no so hyeɛ no mfiri Tamar mfa ɔham nsuo a ɛwɔ Kades ne Misraim subonhwa no nkɔsi Ɛpo Kɛseɛ no ano.

29 Yei ne asase a momfa ntonto nkyɛ mma Israel mmusuakuo na wɔnni soɔ no, na yeinom ne wɔn kyɛfa, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

30 Na yeinom ne kuro no ho apono: Atifi fam deɛ no nsusuiɛ yɛ basafa mpem mmienu ahanu aduonum;

31 na kuro no aponkɛseɛ no wowɔ Israel mmusuakuo no din: Atifi fam aponkɛseɛ mmiɛnsa: Ruben ponkɛseɛ, baako; Yuda ponkɛseɛ, baako; Lewi ponkɛseɛ, baako.

32 Na apueeɛ fam deɛ no: Basafa mpem mmienu ahanu aduonum ne aponkɛseɛ mmiɛnsa: Yosef ponkɛseɛ, baako; Benyamin ponkɛseɛ baako, ne Dan ponkɛseɛ no.

33 Na anafoɔ fam deɛ no nsusuiɛ: Basafa mpem mmienu ahanu ne aduonum ne aponkɛseɛ mmiɛnsa: Simeon ponkɛseɛ, baako; Isakar ponkɛseɛ, baako; Sebulon ponkɛseɛ, baako.

34 Atɔeɛ fam deɛ no: Basafa mpemnan ahanum, n’aponkɛseɛ mmiɛnsa: Gad ponkɛseɛ, baako; Aser ponkɛseɛ, baako, ne Naftali ponkɛseɛ no.

35 Deɛ ɛtwa ho hyia yɛ basafa mpem nkron. Na ɛfiri da no, kuro no din ne: AWURADE wɔ hɔ.