Categories
Hesekiel

Hesekiel 31

Farao mpofirim ahweaseɛ

1 Na afe a ɛtɔ so dubaako no, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne n’asafo yuu no sɛ:

Wote sɛ hwan, wo kɛseyɛ mu?

3 Hwɛ, Asiria te sɛ Lebanon so tweneduro,

ne mman fɛfɛ, n’ahahan kusuu a ɛma enwunu,

na ɛkorɔn sorɔnsorɔn

a ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum ntam.

4 Nsuo maa no yɛɛ kɛse,

ebunu maa no korɔnn.

Ne nsutene sene

twaa ne mfuo ho hyiae,

na ɛde ne nsuka

kɔɔ wiram nnua nyinaa ho.

5 Enti ɛkorɔn sorɔnsorɔn

sene wiram nnua nyinaa,

ne dubaa ayeyɛ akɛseɛ

na ne mman ayeyɛ atentene,

nsuo dodoɔ a ɛnyaeɛ a ɛpaepae nkorabata no nti.

6 Ne mman frɔmfrɔm no mu

na ewiem nnomaa nyinaa yeyɛɛ apirebuo,

na ne mman akɛseɛ no ase na wiram mmoa nyinaa

wowoo wɔn mma,

na n’ase nwunu mu

na amanaman akɛseɛ nyinaa tenaeɛ.

7 Na ne ho yɛ fɛ, ne kɛseyɛ mu,

ne mman tentenyɛ mu,

ɛfiri sɛ na ne nhini

kɔ nsuo bebree ho;

8 ntweneduro a ɛwɔ Nyankopɔn turo mu nto no,

na pepeaa nnua nte sɛ ne mman frɔmfrɔm no,

na kyɛnkyɛn nte sɛ

ne mman akɛseɛ;

dua biara nni Nyankopɔn turo mu

a na ɛsɛ no n’ahoɔfɛ mu;

9 mede ne mman dodoɔ

maa ɛyɛɛ fɛ

maa nnua

a ɛwɔ Nyankopɔn Eden turo mu no nyinaa ani beree no.

10 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ ɛwaree ne korɔn mu na ɔyii ne ntɛntɛnoa kɔɔ mununkum mu, na n’akoma huhuruiɛ n’ahantan mu nti,

11 mede no hyɛɛ amanaman tumfoɔ no nsa; die na ɔne no diiɛ, n’abɔnefosɛm nti na metuu no.

12 Na ananafoɔ, amanaman mu aniɛdenfoɔ too no gui na wɔgyaa no hɔ; mmepɔ so ne mmonhwa nyinaa mu na na ne mman guguo, na ne mman akɛseɛ no bubui wɔ asase so nsubɔnhwa nyinaa mu, na asase so aman nyinaa firii ne nwunu no mu sane kɔe, gyaa no hɔ.

13 Na dutan a ɛda fam no so

na na ewiem nnomaa nyinaa sisie,

na ne mman akɛseɛ no so

na na wiram mmoa nyinaa wɔ.

14 Ɛyɛɛ saa na nsuo ho nnua nyinaa mu biara amma ne ho so, ne korɔn nti, na anyiyi ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum mu, na wɔn atumfoɔ amma wɔn ho so annyina wɔn ahantan mu, wɔn a wɔnom nsuo nyinaa.

Ɛfiri sɛ, na wɔde wɔn nyinaa ama owuo,

akɔ asase ase tɔnn,

nnipa mma mu,

akɔ wɔn a wɔsiane kɔ Asamando no nkyɛn.

15 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Da a ɔsiane kɔɔ Asamando no, memaa abooboodie bae, ne nti memaa ebunu so katae, na mesii ne nsubɔntene ano, na wɔsiankaa nsuo bebree no; na memaa Lebanon firaa ne so birisi tumm, na ne nti ewiem nnua nyinaa botoe.

16 N’ahweaseɛ gyegyeegye so memaa amanaman wosoe, berɛ a mereto no akɔ Asamando aka wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ho no; na Eden nnua nyinaa, Lebanon adeɛ a wɔayi a ɛyɛ no, wɔn a wɔnom nsuo nyinaa bo tɔe, asase so.

17 Wɔn nso a wɔyɛ ne basa a wɔte n’ase nwunu mu, amanaman mu no, wɔne no siane kɔɔ Asamando, kɔɔ nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn.

18 Hwan na wosɛ no saa, animuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no bɛsiane akɔ asase ase, momonotofoɔ mu na wobɛda, nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn.

Farao ne n’asafo yuu nyinaa nie, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 32

Farao ho kwadwom

1 Na afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛtɔ so dummienu no, da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, twa kwadwom ma Misraimhene Farao, na ka kyerɛ no sɛ:

Amanaman mu gyataburuwa ho na wɔde wo toeɛ,

nso wo deɛ, wotee sɛ ɛpo mu asuboa,

na wohuri firii wo nsubɔntene no mu,

na wode wo nan nuu nsuo no mu

honoo wɔn nsubɔntene.

3 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Mɛto m’asau agu wo so,

aman bebree asafo mu,

na wɔde me boa ayi wo aforo aba,

4 na mɛto wo atwene fam,

na mato wo atwene ɛserɛ so,

na mama ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so,

na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo nam amee.

5 Na mede wo nam bɛto mmepɔ so,

na mede wo funu ahyɛ mmonhwa ma,

6 na mama asase no anom wo mogya sɛ nsuo

akɔduru mmepɔ ho,

na woahyɛ nsubɔnhwa no mama.

7 Na sɛ medum wo sɛ kanea a, mɛkata ɔsoro,

na mama ne nsoromma abiri tumm;

mede mununkum bɛkata owia ani,

na ɔsrane renharan.

8 Mɛma ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn

abiri wo so,

na mama esum aduru w’asase so,

AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

9 Na mɛteetee aman bebree akoma,

berɛ a mɛfa wo dommum

akɔ amanaman mu,

nsase a wonnim soɔ no soɔ;

10 na mɛma wo ho ayɛ aman bebree ahodwiri,

na wo ho ama awɔse agu wɔn ahemfo so,

berɛ a mehwinhwim m’afena wɔn anim no,

na wɔn ho bɛpopo berɛ nyinaa mu,

wɔn nyinaa nkwa nti,

w’ahweaseɛ da no so.

11 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Babel hene nkrantɛ bɛba wo so.

12 Nnɔmmarima nkrantɛ

na mede bɛma w’asafo yuu no atotɔ,

amanaman mu aniɛdenfoɔ ne wɔn nyinaa,

na wɔbɛsɛe Misraim ahantan,

na wɔadwerɛ n’asafo yuu no nyinaa.

13 Na mɛdwerɛ n’afiemmoa nyinaa

afiri nsuo akɛseɛ no ho,

na onipa nan remma no nhono bio,

na afieboa ntɔte remma no nhono bio.

14 Ɛno na mɛma wɔn nsuo ani agyene,

na mama wɔn nsubɔntene asene sɛ ngo,

AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,

15 ɛberɛ a mɛma Misraim asase ayɛ afo

na asase no ada ne mayɛ ho mpan no,

ɛberɛ a mɛkum wɔn a wɔte soɔ no nyinaa no,

na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE.

16 Kwadwom a wɔde bɛsu no nie.

Amanaman mmammaa de bɛsu no,

wɔde bɛsu Misraim ne n’asafo yuu nyinaa,

AWURADE asɛm nie.

Misraim ho ayidwom

17 Na afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛdi kan no ara da a ɛtɔ so dunum no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18 Onipa ba, twa Misraim asafo yuu so adwo,

na ma wɔne amanaman atumfoɔ mmammaa

nsiane nkɔ famfam

asase so

nka wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ho.

19 Hwan na wosene no ahoɔfɛ? Siane na da momonotofoɔ nkyɛn!

20 Nkrantɛ ano atɔfoɔ mu na wɔbɛtotɔ; wɔde no ama nkrantɛ; montwe ɔno ne n’asafo yuu nyinaa nkɔ.

21 Nnɔmmarima mu atumfoɔ ne wɔn aboafoɔ firi Asamando ka kyerɛ no sɛ: Momonotofoɔ a wɔde nkrantɛ akunkum wɔn no asiane deda hɔ.

22 Ɛhɔ na Asiria ne n’asafo nyinaa wɔ, wɔn adamena atwa ne ho ahyia, wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano.

23 Wɔabɔ ne da wɔ Amena mu tɔnn, na n’asafo atwa ne damena ho ahyia. Wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano, wɔn a wɔyii nnipa hu, ateasefoɔ asase soɔ no.

24 Ɛhɔ na Elam ne n’asafo yuu nyinaa wɔ, wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔahwire wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrantɛ ano. Momonotofoɔ a wɔsiane kɔɔ asase ase tɔnn a wɔyii nnipa hu, ateasefoɔ asase soɔ no, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no asoa wɔn ahohora.

25 Atɔfoɔ mu na wɔato no mpa, n’asafo yuu no nyinaa mu, wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ, na wɔakunkum wɔn nkrantɛ ano. Wɔn ho hu kaa nnipa ateasefoɔ asase soɔ nti, wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no asoa wɔn ahohora; wɔde no ato atɔfoɔ mu.

26 Ɛhɔ na Mesek, Tubal ne wɔn asafo yuu no nyinaa wɔ; wɔn adamena atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ, wɔakunkum wɔn nkrantɛ ano, ɛfiri sɛ wɔmaa wɔn ho hu kaa nnipa, ateasefoɔ asase so;

27 na wɔrenneda momonotofoɔ mu nnɔmmarima a wɔatotɔ na wɔde wɔn akodeɛ asiane kɔ Asamando, na wɔdeda wɔn nkrantɛ soɔ; na wɔn amumuyɛdeɛ aba wɔn nnompe so, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛɛ nnɔmmarima hu, ateasefoɔ asase so.

28 Na wo nso wɔbɛbubu wo momonotofoɔ mu, na wo ne nkrantɛ ano atɔfoɔ adeda.

29 Ɛhɔ na Edom wɔ, n’ahemfo ne n’aberempɔn nyinaa, wɔde wɔn guu nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn, wɔn mmaninyɛ mu. Wɔn nso wɔne momonotofoɔ ne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no deda hɔ.

30 Ɛhɔ na atifi fam mmapɔmma nyinaa wɔ, ne Sidonfoɔ a wɔne atɔfoɔ asiane korɔ no nyinaa; wɔn ho hu a wɔde wɔn mmaninyɛ yiiɛ no mu, wɔn ani awu, na wɔdeda hɔ, wɔyɛ momonotofoɔ; wɔne nkrantɛ ano atɔfoɔ no, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu soa wɔn ahohora.

31 Farao bɛhu wɔn, na wakyekye ne werɛ, n’asafo yuu no nyinaa ho; nkrantɛ ano atɔfoɔ ne Farao ne ne dɔm nyinaa ho, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

32 Na memaa no yii hu, ateasefoɔ asase so, enti na wɔde no ato momonotofoɔ mu aka nkrantɛ ano atɔfoɔ ho, Farao ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 33

Honhom fam awɛmfoɔ no asɛdeɛ

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, kasa kyerɛ wo man mma, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mede nkrantɛ ba asase bi so, na asase no so man no yi wɔn mu barima bi, na wɔyɛ no ɔwɛmfoɔ,

3 na ɔhunu nkrantɛ sɛ ɛreba asase no so, na ɔhyɛne totorobɛnto de bɔ ɔman no kɔkɔ,

4 na ɔtefoɔ te totorobɛnto no hyɛn, na wantie kɔkɔbɔ no, na nkrantɛ no ba bɛfa no kɔ a, ne mogya bɛbua n’atifi.

5 Ɔtee totorobɛntohyɛn no, na wantie kɔkɔbɔ no; ne mogya ngu ne so! Na sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ no a, anka ɔgyee ne kra nkwa.

6 Na sɛ ɔwɛmfoɔ no hunu nkrantɛ sɛ ɛreba, na wanhyɛne abɛn no ammɔ ɔmanfoɔ kɔkɔ na nkrantɛ no ba bɛkum wɔn mu bi a, ɔno deɛ, n’amumuyɛ mu na wɔafa no korɔ, na ne mogya deɛ, mɛbisa no ɔwɛmfoɔ no nsam.

7 Na wo, onipa ba, mede wo asi ɔwɛmfoɔ ama Israel fie, na tie m’anomu asɛm, na fa bɔ wɔn kɔkɔ.

8 Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: Ɔbɔnefoɔ, wuo na wobɛwuo, na sɛ woanka ammɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho a, ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɛ mu, na ne mogya deɛ, wo nsam na mɛbisa.

9 Na wo, sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho, sɛ ɔnsane mfiri so, na wansane amfiri ne kwan no so a, ɔno deɛ, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu, na wo nso woagye wo kra nkwa.

Nyankopɔn adɔeɛ ne ne tenenee

10 Enti wo, onipa ba, ka kyerɛ Israel fie sɛ: Moka sɛ: Yɛn mmarato ne yɛn bɔne gu yɛn so, na ɛnonom mu na yɛredwerɛ yi, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛnya nkwa?

11 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie?

12 Na wo, onipa ba, ka kyerɛ wo man mma no sɛ: Ɔteneneeni tenenee rennye no ne mmarato da no, na ɔbɔnefoɔ abɔnefosɛm nso renhwe no ase, ɛda a ɔbɛsane afiri n’abɔnefosɛm mu no ho, na ɔteneneeni nso rentumi nnye ne ho nkwa wɔ mu, ɛda a ɔyɛ bɔne no.

13 Sɛ meka kyerɛ ɔteneneeni sɛ: Wobɛnya nkwa, na ɔde no ho to ne tenenee so na ɔyɛ amumuyɛdeɛ a, wɔrenkae ne tenenee no biara, na n’amumuyɛdeɛ a wayɛ no mu ara na ɔbɛwuo.

14 Na meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: Wuo na wobɛwuo, na ɔsane firi ne bɔne mu bɛyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ,

15 na sɛ ɔbɔnefoɔ dane awowasideɛ kɔma, ɔhyɛ deɛ ɔfomeeɛ no ananmu, ɔnante nkwa ahyɛdeɛ mu sɛ ɔrenyɛ amumuyɛdeɛ a, nya na ɔbɛnya nkwa, ɔrenwu;

16 ne bɔne a ɔyɛeɛ no nyinaa, wɔrenkae mma no; wayɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, nkwa ara na ɔbɛnya.

17 Nanso wo man mma ka sɛ: AWURADE kwan ntene! berɛ a wɔn mmom na wɔn kwan ntene.

18 Sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho na ɔyɛ amumuyɛdeɛ a, emu na ɔbɛwuo;

19 na sɛ ɔbɔnefoɔ sane firi n’abɔnefosɛm ho na ɔyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ a, ɛno ara so na ɔbɛnya nkwa;

20 nanso moka sɛ: AWURADE kwan ntene! Sɛdeɛ obiara kwan teɛ no, saa na mɛbu mo atɛn, o Israel fie.

Yerusalem ahweaseɛ ho amanneɛbɔ

21 Na yɛn tukorɔ afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so nnum no, odwanefoɔ bi firii Yerusalem baa me nkyɛn sɛ: Wɔabɔ kuro no.

22 Nso na AWURADE nsa aba me so anwummerɛ no, ansa na odwanefoɔ no reba. Ɔbaa me nkyɛn anɔpa no, na wabue m’ano, na mantɔre mum bio.

23 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

24 Onipa ba, wɔn a wɔte Israel asase so akurofo no soɔ no ka sɛ: Abraham yɛ ɔbaakofoɔ, na ɔfaa asase no diiɛ, na yɛn deɛ, yɛdɔɔso, yɛn mmom na wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛmfa nnie.

25 Enti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Modi aboa a wɔantwa ne tiri nam, na momma mo ani so kyerɛ mo abosonhuhuo, na moka mogya gu, na mobɛfa asase no adi so anaa?

26 Mogyinagyina mo nkrantɛ so, moyɛ akyiwadeɛ, na obi gu ne yɔnko yere ho fi, na mobɛfa asase no adi so anaa?

27 Sɛ ka kyerɛ wɔn nie: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara wɔn a wɔwɔ akurofo no soɔ no, nkrantɛ ano na wɔbɛtotɔ; na deɛ ɔwɔ wiram no, mmoadoma na mede no bɛma mmoa ma wɔadie; na wɔn a wɔwɔ aban ne abodan mu no, owuyadeɛ na ɛbɛkunkum wɔn.

28 Na mɛyɛ asase no afo ne pasaa, na n’ahoɔden ahantan no to bɛtwa, na Israel mmepɔ adanedane afo a obiara biara remfa soɔ;

29 na wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no nyinaa nti, mɛyɛ asase no afo ne ahodwirideɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

30 Na wo, onipa ba, wo man mma keka wo ho nsɛm afasuo ho ne adan no apono ano, na obi ne obi, obi ne ne nua, kasa sɛ: Mommra mmɛtie asɛm ko a ɛfiri AWURADE nkyɛn ba no ɛ!

31 Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛdeɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔatie wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anomu adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredie; wɔn akoma di wɔn mfasoɔ akyi.

32 Na hwɛ, woyɛ wɔn sɛ dwom dɛdɛ, sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔnim sankuo bɔ yie; na wɔte wo nsɛm deɛ, nanso wɔnni so.

33 Na ɛnya ba a, hwɛ ɛbɛba, na wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi atena wɔn mu pɛn.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 34

Nnwanhwɛfoɔ bɔne no animuka

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nnwanhwɛfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monnue, Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔyɛne wɔn ho no; ɛnyɛ nnwan na nnwanhwɛfoɔ yɛne wɔn?

3 Modi sradeɛ no, na mofira nnwan no ho nwi; deɛ wadorɔ no, mokum no; na nnwankuo no deɛ, monyɛne wɔn.

4 Wɔn a wɔahodwo no, monhyɛ wɔn den, na ayarefoɔ nso, monsa wɔn yadeɛ; deɛ wabubuo no, monkyekyere no, deɛ wɔapam no no, monkɔfa no mma, na deɛ wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimuɔden na mode di wɔn soɔ.

5 Ɛnna wɔbɔɔ wɔn pansameeɛ, ɛfiri sɛ wɔnni hwɛfoɔ, na wɔdanedanee wiram mmoa nyinaa aduane, na wɔbɔɔ wɔn petee koraa.

6 Me nnwan wɔ mmepɔ nyinaa ne nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ntwɛtwɛdɛ, na me man abɔ apete asase nyinaa ani, na obiara nni hɔ a ɔbisa, na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ wɔn.

7 Enti, mo nnwanhwɛfoɔ, montie AWURADE asɛm!

8 Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɛsiane sɛ me nnwan adane fomfa adeɛ, na me nnwan adane wiram mmoa nyinaa aduane, ɛnam sɛ wɔnni hwɛfoɔ nti, na me nnwanhwɛfoɔ mmisaa me nnwan akyiri kwan, na mmom nnwanhwɛfoɔ no yɛne wɔn ho, na me nnwan no deɛ, wɔanhwɛ wɔn nti,

9 mo nnwanhwɛfoɔ, montie AWURADE asɛm:

10 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne nnwanhwɛfoɔ no anya, na mɛbisa me nnwan no wɔn nsam, na mama wɔagyae nnwanhwɛ adwuma no yɛ, na nnwanhwɛfoɔ no anyɛne wɔn ho bio, na magye me nnwan afiri wɔn anomu, na wɔanyɛ wɔn aduane bio.

Onyankopɔn yɛ Nokorɛ Odwanhwɛfoɔ

11 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ara mɛhwehwɛ me nnwan, na mahwehwɛ wɔn akyiri kwan.

12 Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwehwɛ ne nnwankuo akyiri kwan da a ɔwɔ ne nnwan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nnwan akyiri kwan, na mɛyi wɔn afiri deɛ wɔapansam wɔn korɔ nyinaa, mununkum ne sum kabii da no.

13 Na mɛyi wɔn afiri aman mu, na maboa wɔn ano afiri nsase so na mede wɔn aba wɔn asase so, na mayɛne wɔn, Israel mmepɔ so, nsubɔnhwa mu ne asase no so tenabea nyinaa;

14 adidibea pa na mɛyɛne wɔn, na Israel mmepɔ atenten so bɛyɛ wɔn yɛmmea; ɛhɔ na wɔde wɔn bɛkɔ yɛmmea pa, na wɔawe ɛserɛ pa, Israel mmepɔ so.

15 Me ara na mɛyɛne me nnwan, na me ara mɛma wɔabutubutu, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

16 Deɛ wayera no, mɛhwehwɛ no, na deɛ wɔapam no no, mɛkɔ akɔfa no aba, na deɛ wabubuo no, mɛkyekyere no, na deɛ ɔyareɛ no, mɛhyɛ no den; na deɛ wadɔre sradeɛ ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn tenenee mu.

17 Na mo, me nnwan, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merebu odwan ne odwan, odwennini ne mpapo ntam atɛn.

18 Ɛyɛ mo adewa sɛ modidi adidibea pa, na mo adidibea nkaeɛ no, mode mo nan tiatia soɔ? Na monom nsuo a agyene, na mode mo nan hono nkaeɛ no?

19 Na me nnwan no deɛ, wɔnni deɛ mode mo nan atiatia soɔ na wɔnnom deɛ mode mo nan ahono no anaa?

20 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ wɔn nie: Hwɛ, me ara mɛbu nnwan a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan a wɔafɔn no ntam atɛn.

21 Ɛsiane sɛ mode mfemu ne mmatire sunsum na mode mo mmɛn pempem ayarefoɔ nyinaa kɔsi sɛ mopansam wɔn kɔ akyiri nti,

22 mɛgye me nnwan nkwa na wɔrenyɛ fomfa adeɛ bio, na mɛbu odwan ne odwan ntam atɛn.

Deɛ wɔasra no ne odwanhwɛfoɔ pa

23 Na mede odwanhwɛfoɔ baako bɛsi wɔn so na wayɛne wɔn, ɔno ne m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛne wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfoɔ;

24 na me AWURADE, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na m’akoa Dawid ayɛ wɔn mu berempɔn; me, AWURADE, na maka.

25 Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, na mahye mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena ɛserɛ so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwaeɛ mu.

26 Na mɛma wɔn ne nsase a ɛdeda me kokoɔ ho hyia no ayɛ nhyira, na mɛma osuo atɔ ne berɛ mu; ɛbɛyɛ nhyira nsuo.

27 Na petee mu nnua bɛso n’aba, na asase ama ne nnɔbaeɛ, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so, na wɔahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mabubu wɔn kɔnnua na mayi wɔn afiri wɔn a wɔdi wɔn nya nsam.

28 Na wɔrenyɛ amanaman fomfa adeɛ bio, na asase so mmoa renni wɔn nam bio, na wɔbɛtena ase dwoodwoo a obiara biara renyi wɔn hu.

29 Na mɛsiesie afuo a ɛyɛ krabɛhwɛ mama wɔn, na ɛkɔm rempra wɔn bio asase no so, na wɔrensoa amanaman ahohora bio.

30 Na wɔbɛhunu sɛ me, AWURADE, wɔn Nyankopɔn na me ne wɔn teɛ, na wɔn, Israel fie ne me man, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

31 Na mone me nnwan, me yɛmmea nnwan, moyɛ nnipa, mene mo Nyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 35

Edom ho atemmusɛm

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Seir bepɔ na hyɛ nkɔm tia no,

3 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Hwɛ, me ne wo anya, Seir bepɔ,

na mɛtene me nsa atia wo,

na mede wo ayɛ afo ne ahodwirideɛ.

4 Mɛma wo nkuro adeda mpan,

na adane afo,

na woahunu sɛ mene AWURADE.

5 Ɛsiane sɛ wokuraa daa nitan, na woyii Israel mma hyɛɛ nkrantɛ nsa, wɔn amaneɛ berɛ mu, wɔn asotwe a ɛdi akyire no mu nti,

6 sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mede wo bɛyɛ mogya, na mogya ati wo; sɛ woantane mogya nti, mogya ara na ɛbɛdi w’akyi.

7 Na mɛyɛ Seir bepɔ ahodwirideɛ ne afo, na matwa deɛ ɔresene ne deɛ ɔresane afiri mu,

8 na mede atɔfoɔ ahyɛ ne mmepɔ ma ma; wo nkokoɔ so ne wo mmonhwa mu ne wo nsubɔnhwa nyinaa mu na nkrantɛ ano atɔfoɔ bɛguguo.

9 Mɛyɛ wo daa afoafo, na wo nkuro no, obiara rentena mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.

10 Ɛsiane sɛ wokaa sɛ: Aman mmienu yi ne nsase mmienu yi, bɛyɛ me deɛ na yɛafa adi so, nso AWURADE wɔ hɔ,

11 enti, sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mene wo bɛdi no sɛdeɛ w’abufuo ne wo ninkunu a wotane wɔn no nti wotweeɛ no teɛ, na mɛma wɔahu me wɔ wɔn mu, berɛ a mɛbu wɔn atɛn no.

12 Na wɔbɛhunu sɛ me, AWURADE, mate w’abususɛm a woka tiaa Israel mmepɔ no sɛ: Ayɛ afo, yɛn na wɔde ama yɛn sɛ yɛnnie so no nyinaa.

13 Mode mo ano adi me so akokurokosɛm, na moama me ho nsɛm a moka no adɔɔso; me ara mate.

14 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛberɛ a asase nyinaa ani bɛgyeɛ no, wo deɛ, mɛyɛ wo afo.

15 Sɛ w’ani gyee Israel fie agyapadeɛ ho sɛ ayɛ afo no, saa ara na mɛyɛ woɔ, afo ara na Seir bepɔ ne Edom mu nyinaa bɛyɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 36

Wɔhyira Israel asase

1 Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔ, na ka sɛ: Mo, Israel mmepɔ, montie AWURADE asɛm:

2 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ ɔtamfoɔ ka mo ho asɛm sɛ: Wiɛ, tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn deɛ! nti,

3 hyɛ nkɔm, na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔayɛ mo afo amene mo, afa nyinaa, ama moadanedane agyapadeɛ ama amanaman no nkaeɛ, na ɔkasafoɔ tɛkyerɛma da mo soɔ, na nkurɔfoɔ sopa mo nti,

4 mo, Israel mmepɔ, montie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ ne nsubɔnhwa no, akurofo a ɛdeda mpan ne nkuro a wɔagya a adanedane fomfa adeɛ ne fɛdie ama amanaman nkaeɛ a ɛwowɔ ho hyia no,

5 enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ampa ara, me ninkuntwe gya mu na mɛkasa atia amanaman nkaeɛ no, ne Edom nyinaa a wɔafa m’asase ayɛ wɔn apɛgyadeɛ, wɔn akoma nyinaa anigyeɛ mu, ne ɔkra ho ɛpetoɔ mu, sɛ wɔbɛfa de ayɛ fomfa adeɛ.

6 Ɛno nti hyɛ Israel asase ho nkɔm, na ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ ne nsubɔnhwa ne mmonhwa no sɛ: Hwɛ, me ninkuntwe ne m’anibereɛ mu na mekasa, ɛfiri sɛ moasoa amanaman ahohora;

7 enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me na mama me nsa soɔ; ampa ara, amanaman a atwa mo ho ahyia no, wɔn ara na wɔbɛsoa wɔn ahohora.

8 Na mo Israel mmepɔ, mobɛdennan mo mman mu na moaso mo aba ama me man Israel, ɛrenkyɛre na wɔaba fie.

9 Na hwɛ, meredi mama mo, na madane aba mo nkyɛn, na wɔbɛdɔ mo, na wɔadua mo so aduane.

10 Na mɛma nnipa adɔɔso mo so, Israel fie nyinaa, na wɔbɛtenatena nkuro no mu, na wɔakyekyere afoafo no.

11 Na mɛma nnipa ne afieboa adɔɔso mo so, na wɔadɔre awowo bebree, na mama wɔatena mo so sɛ akane berɛ no, na mayɛ mo yie asene mo mfitiaseɛ, na moahunu sɛ mene AWURADE.

12 Na mɛma nnipa anante mo so, me man Israel so, na wɔafa wo ayɛ wɔn deɛ, na woayɛ wɔn agyapadeɛ, na worenkɔ so mma wɔnni mmasugya bio.

13 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Woyɛ nnipadifoɔ, na woma wo man di mmasugya nti,

14 worenni nnipa nam bio, na woremma wo manfoɔ nni mmasugya bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

15 Na meremma wonte amanaman ahohorabɔ bio, na worensoa aman nsopa bio, na woremma wo man nni mmasugya bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Akoma foforɔ ho bɔhyɛ

16 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

17 Onipa ba, Israel fie tenaa wɔn asase soɔ no, wɔde abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu ho fi; na wɔn bra no te sɛ ɔbaa a wayɛ bra fi wɔ m’anim.

18 Ɛnna mehwiee m’abufuhyeɛ guu wɔn soɔ, mogya a wɔhwiee guu asase no soɔ no nti, ne wɔn abosom a wɔde guu ho fi no nti.

19 Na mepansamm wɔn guu amanaman mu, na mehwetee wɔn mu guu nsase so. Wɔn bra ne wɔn nneyɛɛ so na mebuu wɔn atɛn.

20 Na wɔduruu amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu no, wɔguu me din kronkron no ho fi, sɛ wɔkaa no wɔ wɔn ho sɛ: AWURADE man ne yeinom, nanso wɔafiri n’asase so kɔ.

21 Ɛnna menyaa tema maa me din kronkron a Israel fie guu no fi, amanaman a wɔkɔɔ hɔ no mu.

22 Ɛno nti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Israel fie, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, na mmom me din kronkron a moguu ho fi, amanaman a mokɔɔ hɔ no mu ntira.

23 Na mɛyɛ me din kɛseɛ a wɔagu ho fi, amanaman a moagu ho fi wɔ wɔn mu no kronkron, na amanaman ahunu sɛ mene AWURADE, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, sɛ mereyi me kronkronyɛ adi, mo mu, wɔn ani so.

24 Na mɛfa mo afiri amanaman no mu, na maboaboa mo ano afiri nsase no nyinaa so, na mede mo asane aba mo asase so.

25 Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,

26 na mɛma mo akoma foforɔ, na mede honhom foforɔ mahyɛ mo mu, na mɛyi ɔboɔ akoma no afiri mo honam mu, na mama mo honam akoma.

27 Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na mama moanante m’ahyɛdeɛ so, na moahwɛ m’atemmudeɛ ayɛ.

28 Na mobɛtena asase a mede memaa mo agyanom no so, na moayɛ me ɔman, na me nso, mayɛ mo Onyankopɔn.

29 Na mɛgye mo afiri mo fi nyinaa mu, na mɛfrɛ aduane ama no adɔɔso, na meremma ɛkɔm biara mma mo so.

30 Na mɛma nnua aba, ne mfuo mu nnɔbaeɛ adɔɔso, na moansoa ɛkɔm no nsopa, amanaman mu bio.

31 Ɛno na mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛnyɛ no, na mo amumuyɛ ne mo akyiwadeɛ no nti, mo ho ayɛ mo nwunu, mo anim.

32 Ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, monhu no saa. Momma mo ani nwu na momfɛre wɔ mo akwan ho, Israel fie.

33 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Da a mɛte mo ho afiri mo amumuyɛdeɛ nyinaa mu no, mɛma wɔatenatena nkuro no so, na wɔakyekyere amamfo no,

34 na wɔadɔ asase a na ɛda hɔ hunu no ama aduane aba so no, wɔn a wɔtwam nyinaa anim no.

35 Na wɔbɛka sɛ: Asase yi a na ɛda hɔ hunu no na adane sɛ Eden turo yi, na nkuro afoafo a ɛdedaa mpan a adwiridwirie no na wɔatoto ho afasuo tete mu yi.

36 Ɛnna amanaman a atwa mo ho ahyia no bɛhunu sɛ, me, AWURADE, na masisi deɛ adwiridwirie no, na matɛ deɛ ɛda hɔ hunu no; me, AWURADE, na maka, na mɛyɛ.

37 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei bio na Israel fie bɛbisa no me hɔ, na mɛyɛ mama wɔn. Mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ Yerusalem nnwankuo.

38 Sɛ nnwankuo kronkron, sɛ Yerusalem nnwankuo teɛ n’afahyɛ aseɛ no, saa na nnipa akuakuo bɛyeyɛ nkuro afoafo no ma ma, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 37

Israel nkwa foforɔ

1 AWURADE nsa baa me so, na ɔde me firii adi wɔ AWURADE honhom mu, na ɔde me kɔsii bonhwakɛseɛ a nnompe ara nko ayɛ mu ma mu.

2 Na ɔma me faa so kyini hyiae, na hwɛ, na ɛdɔɔso pa ara wɔ bonhwa no ani, na hwɛ, ɛho akokwa sɛ.

3 Na ɔbisaa me sɛ: Onipa ba, nnompe yi bɛnya nkwa anaa? Na mese: AWURADE Nyankopɔn, wo na wonim.

4 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nnompe yi ho nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nnompe a mo ho akokwa, montie AWURADE.

5 Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ nnompe yi nie: Hwɛ, mɛma ahome aba mo mu, na moanya nkwa.

6 Na mede ntini bɛsosɔ mo mu, na mede nam agu mo so, na mede wedeɛ akata mo ho, na mede ahome ahyɛ mo mu, na moanya nkwa, na moahunu sɛ mene AWURADE.

7 Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no; na mehyɛɛ nkɔm no, ɛnne bi bae, na hwɛ, awosoɔ bi nie, na nnompe no hyiahyiae, dompe bɛkaa ne dompe ho.

8 Na mehwɛe, na hwɛ, ntini baa so, na ɛnam baa ho, na wedeɛ bɛkataa so, nanso na ahome biara nni mu.

9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nkɔm kyerɛ mframa no, hyɛ nkɔm, onipa ba, na ka kyerɛ aframa no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ahome e, firi mframa nnan no mu bra, na bɛhome gu nnipa a wɔakunkum wɔn yi so, na wɔnnya nkwa.

10 Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no; na ahome no baa wɔn mu, na wɔnyinyaa nkwa, na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so, dɔm kɛseɛ pa ara.

11 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nnompe yi yɛ Israel fie no nyinaa. Hwɛ, wɔka sɛ: Yɛn nnompe ho akokwa, na yɛn anidasoɔ ayera; wɔatwa yɛn korakora!

12 Enti hyɛ nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merebuebue mo adamena ano na mayi mo, me man, afiri mo adamena mu, na mede mo akɔ Israel asase so,

13 na moahunu sɛ mene AWURADE, sɛ mebuebue mo adamena ano, me man, na mema mo firi adamena no mu ba a.

14 Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu, na moanya nkwa, na mede mo adua mo asase so, na moahunu sɛ me, AWURADE, na maka na mayɛ, AWURADE asɛm nie.

Israel baakoyɛ foforɔ

15 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

16 Na wo, onipa ba, fa dua baako na twerɛ so sɛ: Yuda ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no deɛ; na fa dua baako nso, na twerɛ so sɛ: Yosef a ɔne Efraim, ne Israel fie a wɔka ne ho no nyinaa dua.

17 Na ka ne mmienu bɔ mu yɛ no dua koro, na ɛnyɛ baako wɔ wo nsam.

18 Na sɛ wo man mma bisa wo sɛ: Worenkyerɛ yɛn deɛ wode yeinom reyɛ anaa?

19 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merefa Yosef dua (a ɛwɔ Efraim nsam) no ne Israel mmusuakuo a wɔka ne ho no, mede wɔn aka Yuda dua no ho, na mayɛ wɔn dua koro, na wɔayɛ baako, me nsam.

20 Na nnua a woatwerɛtwerɛ soɔ no ntena wo nsam, wɔn anim.

21 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merekɔfa Israel mma afiri amanaman a wɔakɔ hɔ no mu, na maboa wɔn ano afiri mmaa nyinaa ahyia, na mede wɔn akɔ wɔn asase so,

22 na mayɛ wɔn ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔ no so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahennie mmienu bio,

23 na wɔremfa wɔn abosonhuhuo ne wɔn atantanneɛ ne wɔn mmaratodeɛ nyinaa ngu wɔn ho fi bio, na mɛgye wɔn nkwa, wɔn tenabea nyinaa a wɔayɛ hɔ bɔne no, na mate wɔn ho, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.

24 Na m’akoa Dawid bɛdi wɔn so hene, na odwanhwɛfoɔ koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanante m’atemmudeɛ mu, na wɔahwɛ m’ahyɛdeɛ ayɛ,

25 na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa soɔ no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akɔsi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn akɔsi daa.

26 Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, ɛbɛyɛ wɔn daa apam, na wɔatim na mama wɔakyene, na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mu akɔsi daa.

27 Na me tenabea bɛsi wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman,

28 na amanaman no ahunu sɛ mene AWURADE a mete Israel ho, berɛ a me kronkronbea si wɔn mu kɔsi daa no.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 38

Gog ba Israel asase so

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Onipa ba, fa w’ani si Gog so, Magog asase so, Mesek ne Tubal berempɔn no, na hyɛ nkɔm tia no,

3 na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn!

4 Na mɛgyegye wo, na mede nnarewa mawurawura w’afono mu, na mayi wo ne wo dɔm nyinaa, apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ a wɔn nyinaa hyehyɛ ntadeɛ akɛseɛ ne nkumaa na wɔn nyinaa kurakura nkrantɛ no aba;

5 Persia, Etiopia ne Put ka wɔn ho, wɔn nyinaa wowɔ ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ;

6 Gomer ne n’asafotoɔ nyinaa, Togarma fie a ɛwɔ atifi fam tɔnn ne n’asafotoɔ nyinaa; aman bebree ka wo ho.

7 Mia na siesie wo ho, wo ne w’asafo ahodoɔ a wɔaboaboa wɔn ano aba wo nkyɛn nyinaa, na yɛ wɔn ɔhwɛfoɔ.

8 Nna pii akyiri no, wɔbɛba abɛhwɛ wo; mfeɛ a ɛdi akyire no mu no, wobɛba asase a wɔadane ɛsofoɔ afiri nkrantɛ ano de wɔn abɛsi hɔ na wɔaboa wɔn ano afiri aman bebree mu no so, Israel mmepɔ a ɛdedaa mpan daa no so; na afei wɔayi ɔman no afiri aman no mu, na wɔn nyinaa te hɔ dwoodwoo.

9 Na wobɛba sɛ ahum, wobɛba sɛ mununkum abɛkata asase no so, wo ne w’asafotoɔ no nyinaa ne aman pii a ɛkeka wo ho.

10 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre w’akomam na woadwene adwemmɔne,

11 na woaka sɛ: Mɛforo makɔ asase a ano da hɔ no, akɔtua wɔn a wɔwɔ hɔ komm a wɔte hɔ dwoodwoo no, wɔn nyinaa tete hɔ a wɔnni ɔfasuo, na wɔnni aponkɛseɛ ne akyire adaban,

12 sɛ worekɔfa asadeɛ na woafom adeɛ afa, na woadane wo nsa nifa atia amamfo a afei wɔtete mu ne ɔman a wɔaboaboa ano afiri amanaman mu na wɔdanedane wɔn ho nya mmoa ne nnoɔma na wɔte asase mfimfini no.

13 Seba ne Dedan ne Tarsis adwadifoɔ ne wɔn a wɔwɔ nkuraase no nyinaa bɛka akyerɛ wo sɛ: Asadeɛ na worebɛfa yi? Fomfa nti na woahyia w’asafo, sɛ worebɛsoa dwetɛ ne sika na woafa mmoa ne nnoɔma na woafom asadeɛ bebree yi?

14 Enti, onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ Gog sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛnyɛ da a me man Israel bɛtena ase dwoodwoo no na wɔbɛhunu,

15 na wobɛfiri wo tenabea atifi fam ano nohoa tɔnn aba, wo ne aman bebree a wɔka wo ho a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ, asafo kɛseɛ ne dɔm a ɛso,

16 na wobɛtu aba me man Israel so sɛ mununkum abɛkata asase no so. Nna a ɛdi akyire no, mede wo bɛba m’asase so, na amanaman ahu me, berɛ a meyi me kronkronyɛ adi wɔ wo ho, wɔn anim, O Gog!

17 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wone deɛ mekaa ne ho asɛm tete nna no mu a menam me nkoa, Israel adiyifoɔ a wɔkaa adiyisɛm nna no mu, mfeɛ pii no so mekaa sɛ mede wo bɛba wɔn soɔ no?

18 Na ɛda no, ɛda a Gog bɛba Israel soɔ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, m’abufuhyeɛ bɛdɛre,

19 na me ninkuntwe mu, m’anibereɛ gya no mu, maka sɛ: Ampa ara, ɛda no awosoɔ kɛseɛ bɛba Israel asase so,

20 na ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa bɛwoso m’anim. Wiram mmoa ne wɔn a wɔwea asase soɔ nyinaa, ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, na mmepɔ bɛdwiri agu, na abotan korɔnkorɔn ahwehwe ase, na afasuo nyinaa ahwehwe ase.

21 Na mɛfrɛ nkrantɛ atia no, me mmepɔ nyinaa so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, wɔn nyinaa kurakura nkrantɛ, obi de bɛka ne nua;

22 na mede owuyadeɛ ne mogya ne no bɛdi, na mɛtɔ osuo a ɛhwie na ɛsram soɔ ne asukɔtweaa, ogya ne sɔfe agu ɔno ne n’asafotoɔ ne aman bebree a wɔkeka ne ho no so;

23 na mɛyɛ me ho kɛse na mayɛ me ho kronkron, na mama wɔahu me, amanaman bebree anim, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 39

Wɔsɛe Gog asraafoɔ

1 Na wo onipa ba, hyɛ Gog ho nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn!

2 Na mɛdanedane wo na mama woatu afiri atifi fam nohoa tɔnn aba, na mede wo aba Israel mmepɔ so;

3 na mɛbɔ wo tadua afiri wo nsa benkum mu, na mama w’agyan afiri wo nsa nifa mu atotɔ.

4 Israel mmepɔ so na wobɛtɔ, wo ne w’asafotoɔ nyinaa ne aman a wɔka wo ho no; nnomaa a ɛdi nam, ntakraboa nyinaa ne wiram mmoa na mede wo bɛyɛ wɔn aduane.

5 Mpaperɛ so na wobɛtɔ, na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

6 Na mɛsoma ogya akɔ Magog ne wɔn a wɔtete nsuano aman mu dwoodwoo no mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

7 Na mɛma wɔahunu me din kronkron me man Israel mu, na meremma wɔngu me din kronkron no ho fi bio, na amanaman ahunu sɛ mene AWURADE, Israel mu kronkronni no.

8 Hwɛ, ɛreba na wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ɛno ara ne da a maka ho asɛm no.

9 Ɛnna Israel nkuro mufoɔ bɛfiri adi akɔto akodeɛ no mu gya ahyeɛ, akyɛm nkumaa ne akyɛm akɛseɛ, tadua ne agyan ne mporibaa ne mpea, na wɔde ayɛ nnyina asɔ mfeɛ nson;

10 na wɔrenkɔ wiram anyina, na wɔrentwa bi mfiri kwaeɛ mu, na akodeɛ no na wɔbɛsɔ; na wɔbɛfom wɔn a wɔfomm wɔn, na wɔafom afa wɔn a wɔfomm wɔn faeɛ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

11 Na ɛda no, mɛma Gog baabi wɔ Israel a ɛbɛyɛ n’asieeɛ. Ɛwɔ akwantemfoɔ bonhwa a ɛwɔ ɛpo no anim fam, na ɛbɛsi akwantemfoɔ kwan, na ɛhɔ na wɔbɛsie Gog ne n’asafo yuu no nyinaa, na wɔafrɛ hɔ sɛ: Gog asafo yuu no bonhwa.

12 Na Israel fie bɛsie wɔn sɛ wɔde redwira asase no abosome nson.

13 Na asase no so aman no nyinaa bɛsie wɔn, na ayɛ wɔn din, da a mɛnya animuonyam no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

14 Na wɔbɛyiyi mmarima ama wɔakyinkyini asase no so asie wɔn a wɔaka asase no soɔ no de adwira ho; abosome nson akyiri no, wɔbɛtwee ahwehwɛ sɛ funu bi nni hɔ bio.

15 Na anantefoɔ no kyini asase no so, na wɔn mu bi hunu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyiraeɛ de akɔsi sɛ asiefoɔ no bɛba abɛsie no, Gog asafo yuu bonhwa no mu.

16 (Na kuro Hamona bi nso wɔ hɔ). Sei na wɔbɛdwira asase no.

17 Na wo, onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ka kyerɛ nnomaa, ntakraboa nyinaa ne wiram mmoa nyinaa sɛ: Monhyia mmra, mommoa mo ano mfiri mmaa nyinaa mmra me kum afɔdeɛ a makum ama mo no ho, Israel mmepɔ so kum afɔdeɛ kɛseɛ, na mommɛdi nam na monnom mogya.

18 Nnɔmmarima nam na mobɛdie, na asase so aberempɔn mogya na mobɛnom, adwennini, nnwanten mma ne mpapo ne anantwinini, Basan ayɛmmoa ara nko.

19 Na mobɛdi sradeɛ amee, na moanom mogya abo, me kum afɔdeɛ a mekum maa mo no mu,

20 na apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ, nnɔmmarima ne akofoɔ nyinaa bɛmee mo, me pono so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

21 Na mede m’animuonyam bɛsi amanaman nyinaa mu na wɔahunu m’atɛn a mabuo ne me nsa a mede ato wɔn soɔ;

22 na Israel fie bɛhunu sɛ me, AWURADE, mene wɔn Nyankopɔn ɛfiri da no de rekorɔ,

23 na amanaman bɛhunu sɛ Israel fie amumuyɛ nti na wɔtuu wɔn kɔeɛ; ɛsiane sɛ wɔyɛɛ me bɔne nti na meyii m’ani huntaa wɔn, na mede wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafoɔ nsa, na wɔn nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano.

24 Wɔn fi ne wɔn mmaratodeɛ so na me ne wɔn diiɛ, na meyii m’ani huntaa wɔn.

25 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Afei mede Yakob nnommum no bɛsane aba, na mahunu Israel fie nyinaa mmɔbɔ, na matwe me din kronkron no ho ninkunu,

26 na wɔbɛsoa wɔn ahohora ne wɔn bɔne a wɔyɛɛ me no nyinaa, berɛ a wɔte wɔn asase so dwoodwoo na obiara nni hɔ a ɔyi wɔn hu no,

27 berɛ a makɔfa wɔn afiri aman mu asane aba, na makɔboaboa wɔn ano afiri wɔn atamfoɔ nsase so, na mayi me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, amanaman bebree anim no.

28 Na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, sɛ memaa wɔtuu wɔn kɔɔ amanaman mu, na mekɔtasee wɔn baa wɔn asase so bio, na mannya wɔn mu biara wɔ hɔ bio.

29 Na merenyi m’ani nhunta wɔn bio, ɛfiri sɛ mahwie me honhom agu Israel fie so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Categories
Hesekiel

Hesekiel 40

Asɔrefie foforɔ ho adehunu

1 Yɛn tukorɔ afe a ɛtɔ so aduonunum no afe no ahyɛaseɛ bosome no da a ɛtɔ so du no, kuro no bɔ akyiri afe a ɛtɔ so dunan mu no, ɛda no ara no AWURADE nsa baa me so, na ɔde me baa hɔ.

2 Nyankopɔn anisoadehunu mu na ɔde me baa Israel asase soɔ, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ a ɛkorɔn papaapa so, na ɛso te sɛ kuro bi a wɔakyekyere no anafoɔ fam.

3 Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nie, na siwabire homa ne susuo demmire kura ne nsamu, na ɔgyina ɛpono kɛseɛ no ano.

4 Na ɔbarima no kasa kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie, na fa w’adwene to deɛ merema woahunu no nyinaa so. Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛma woahunu nti na wɔde wo baa ha. Ka deɛ wohunu yi nyinaa kyerɛ Israel fie.

5 Na hwɛ, na ɔfasuo atwa efie no ho ahyia, na ɔbarima no kura demmire a ne tentene yɛ basafa mmiɛnsa wɔ ne nsamu, nsamu trɛ da anammɔn baako ne fa biara so, na ɔsusuu ɔfasuo no trɛ, demmire no baako, na ne korɔn nso demmire baako tentene.

6 Ɛnna ɔbaa ɛpono kɛseɛ a ani kyerɛ apueeɛ fam kwan soɔ no ho, na ɔforoo ne ntwedeɛ no, na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ano, ɛpono ase a ne trɛ yɛ demmire baako, ɛne ɛpono ase baako a ne trɛ yɛ demmire baako.

7 Ne pia no ntam, basafa mmienu ne fa, mmienu ne fa; ne ɛpono kɛseɛ no pono ase a ɛwɔ ntwonoo a ɛkyerɛ efie no ho no, demmire baako;

8 na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ntwonoo a ɛkyerɛ efie no, demmire baako;

9 na ɔsusuu ntwonoo no basafa nnan ne n’adum no, basafa baako, na ntwonoo no kyerɛ efie no mu.

10 Na apueeɛ fam ponkɛseɛ no mpia no, mmiɛnsa wɔ ha na mmiɛnsa wɔ ha, ne mmiɛnsa no nyinaa nsusuiɛ yɛ baako, na ɛha ne ɛha adum no nsusuiɛ yɛ baako.

11 Na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no ano trɛ basafa nnum, na ɛpono kɛseɛ no ntwemu yɛ basafa nsia ne fa.

12 Na mpia no anim hyekwan anammɔn baako ne fa wɔ ha ne ɛha, na pia baako yɛ basafa mmiɛnsa wɔ ha ne basafa mmiɛnsa wɔ ha.

13 Na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no firii pia baako atifi de kɔsii baako atifi, ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa, ɛpono ne ɛpono ntam.

14 Na ɔyɛɛ adum no basafa du, na adum no ho wɔ abannwa a ɛtwa ɛpono kɛseɛ no ho hyiahyia.

15 Na ɛfiri ɛpono kɛseɛ a wɔfa mu hyɛne mu no anim kɔsi emu fam ponkɛseɛ no ntwonoo anim yɛ basafa aduonu nnum.

16 Na mpomma aniahunuankansa wowɔ mpia no ne n’adum no ho, kɔ ponkɛseɛ no mu fam, de twa ho hyiahyia, ne ntam fasuo no ho saa ara, na mpomma wɔ mu hyia, na mmɛ wowɔ adum no ho.

17 Ɛnna ɔde me kɔɔ abannwa a ɛwɔ akyire no soɔ, na hwɛ, na adammoa wowɔ hɔ, ne aboɔ nsɛeɛ a wɔayɛ no abannwa so hɔ atwa ahyia. Adammoa aduasa na na ɛwɔ aboɔ nsɛeɛ no ho.

18 Na aboɔ nsɛeɛ no wɔ aponkɛseɛ no nkyɛn mu ma no ne aponkɛseɛ no ntwemu sɛ; ɛne aboɔ nsɛeɛ no.

19 Na ɔsusuu akyire abannwa no, ne trɛ firi ɛpono kɛseɛ no anim de kɔsi emu fam abannwa no anim, basafa aduonum, apueeɛ fam ne atifi fam.

20 Na ɛpokɛseɛ a ani hwɛ atifi fam, ɛho fam abannwa no ho no, ɔsusuu ne ntwemu ne ne trɛ

21 ne ne mpia, mmiɛnsa wɔ ha na mmiɛnsa wɔ ha, ne n’adum ne ne ntam fasuo. Ne nsusuiɛ te sɛ akane ponkɛseɛ no deɛ no, ne tentene yɛ basafa aduonu nnum, na ne ntwemu basafa dummienu ne fa.

22 Na ne mpomma ne ntam afasuo, ne mmɛ no nsusuiɛ te sɛ ɛpono kɛseɛ a ani hwɛ apueeɛ fam no deɛ no. Na ntwedeɛ nson na wɔforo kɔ mu, na ne ntam fasuo no sisi anim.

23 Na emu fam abannwa no ponkɛseɛ si ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ atifi fam, ne deɛ ɛhwɛ apueeɛ fam no ntentensoɔ, na ɔsusu firii ɛpono kɛseɛ ano kɔsii ɛpono kɛseɛ ano, basafa aduonum.

24 Ɛnna ɔde me kɔɔ anafoɔ fam, na hwɛ, na ɛpono kɛseɛ wɔ anafoɔ fam nso, na ɔsusuu n’adum ne ne ntam fasuo sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ;

25 na mpomma twa ɛno ne ne ntam fasuo ho hyia sɛdeɛ saa mpomma no teɛ; ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa,

26 na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nson, na ne ntam fasuo sisi anim, na mmɛ wowɔ ho, baako wɔ ha na baako wɔ ha, n’adum ho.

27 Na abannwa a ɛwɔ mu no ponkɛseɛ wɔ anafoɔ fam, na ɔsusu firii ɛpono kɛseɛ ano de kɔsii ɛpono kɛseɛ ano, anafoɔ fam, basafa aduonum.

28 Ɛnna ɔde me faa anafoɔ fam ponkɛseɛ no mu kɔɔ abannwa a ɛwɔ mu no soɔ; na ɔsusuu anafoɔ fam ponkɛseɛ no, sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ;

29 ne ne mpia ne n’adum ne ne ntam fasuo, sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ, na mpomma wowɔ ho ne ne ntam fasuo ho hyia; ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa.

30 Na ntam fasuo twa ho hyia, ne ntwemu yɛ basafa dummienu ne fa, na ne trɛ basafa mmienu ne fa.

31 Na ne ntam fasuo no hwɛ ɛho fam abannwa so, na mmɛ wowɔ n’adum ho, na aforoeɛ no yɛ ntwedeɛ nwɔtwe.

32 Ɛnna ɔde me kɔɔ abannwa a ɛwɔ mu no soɔ apueeɛ fam. Na ɔsusuu ɛpokɛseɛ no sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ,

33 na ne mpia ne n’adum ne ne ntam fasuo te sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ, na mpomma twa ɛno ne ne ntam fasuo ho hyia, ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa.

34 Na ne ntam fasuo no hwɛ ɛho fam abannwa so, na mmɛ wowɔ n’adum ho ɛha ne ɛha, na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nwɔtwe.

35 Ɛnna ɔde me kɔɔ atifi fam ponkɛseɛ no ano, na ɔsusuu sɛdeɛ saa nsusuiɛ no teɛ,

36 ne mpia, n’adum ne ne ntam fasuo; na mpomma twa ho hyia; ne ntwemu yɛ basafa aduonu nnum, na ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa;

37 na ne ntam fasuo hwɛ ɛho fam abannwa so, na mmɛ wowɔ n’adum ho, ɛha ne ɛha, na n’aforoeɛ yɛ ntwedeɛ nwɔtwe.

38 Na dammoa ne ano pono wɔ ponkɛseɛ no adum no ho, ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyeɛ afɔdeɛ ho.

39 Na ɛpono kɛseɛ no ntwonoo no mu no, apono mmienu sisi ha, na mmienu nso sisi ha, na ɛho na wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie afɔdeɛ.

40 Na ntwonoo no akyi nkyɛn mu, a ɛda deɛ wɔreforo kɔ ɛpono kɛseɛ no ano no atifi fam hɔ, apono mmienu sisi hɔ, na ɛpono kɛseɛ no ntwonoo no nkyɛn mu ha nso, apono mmienu nso sisi hɔ.

41 Apono nnan wɔ ɔfa ha, na apono nnan nso wɔ ɔfa ha, ɛpono kɛseɛ no nkyɛn mu, apono nwɔtwe ho na wɔkum mmoa.

42 Na apono nnan sisi aforoeɛ no ho, ɛyɛ aboɔ a wɔasene. Ne ntwemu yɛ anammɔn mmienu ne fa, ne trɛ yɛ anammɔn ne fa, ne korɔn yɛ anammɔn baako ne fa; ɛso na wɔde adeɛ a wɔde kum ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no guo;

43 na nkɔtɔkorɔ nta a ɛyɛ nsamu trɛ hyehyɛ ɛdan no mu hyia; na apono no so na wɔde ayɛyɛdeɛ nam no guo.

44 Na ponkɛseɛ a ɛwɔ mu no akyi na na adammoa mmienu wowɔ, abannwa a ɛwɔ mu no so, baako si atifi fam ponkɛseɛ no nkyɛn mu, na anim hwɛ anafoɔ fam, baako nso si anafoɔ fam ponkɛseɛ no nkyɛn mu, na anim hwɛ atifi fam.

45 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Dammoa a ani hwɛ anafoɔ fam yi yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ efie no soɔ no dea,

46 na dammoa a ani hwɛ atifi fam no yɛ asɔfoɔ a wɔhwɛ afɔrebukyia no soɔ no dea. Wɔne Sadok mma a wɔfiri Lewifoɔ no mu, a wɔbɛn AWURADE, bɛsom no no.

47 Na ɔsusuu abannwa no ntwemu, basafa aduonum, ne ne trɛ, basafa aduonum, ɛyɛ ahinanan; na afɔrebukyia si ɛdan no anim.

Asɔrefie no

48 Ɛnna ɔde me kɔɔ ɛdan no ntwonoo mu, na ɔsusuu ntwonoo no adum no, basafa mmienu ne fa wɔ ha, na basafa mmienu ne fa wɔ ha; ne ɛpono kɛseɛ no trɛ basafa baako ne fa wɔ ha ne basafa baako ne fa wɔ ha.

49 Ntwonoo no ntwemu yɛ basafa du, na ne trɛ yɛ basafa nnum ne fa, ntwedeɛ a wɔforo kɔ mu no so; na adum sisi ntwonoo adum no anim, baako wɔ ha na baako wɔ ha.