Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 1

Onyankopɔn nam Kristo so kasa

1 Onyankopɔn a tete no ɔnam mmerɛ ahodoɔ ne akwan ahodoɔ so, nam adiyifoɔ so kasa kyerɛɛ agyanom no,

2 nna a ɛdi akyire yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nnoɔma nyinaa ɔdedifoɔ, a ɔnam ne so nso abɔ wiase nyinaa.

3 Ɔno ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma nyinaa mu no, ɔde ɔno ara ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa animuonyam kɛseɛ no nifa so ɔsorosoro,

4 na wakyɛne abɔfoɔ no mmoroso, sɛdeɛ ne din kunini a wanya no kyɛne wɔn deɛ no.

Kristo yɛ Nyankopɔn ba, na abɔfoɔ yɛ n’asomfoɔ

5 Na abɔfoɔ mu hwan na waka akyerɛ no pɛn sɛ:

Me ba ne wo,

me na mawo wo nnɛ,

na bio:

Mɛyɛ no Agya,

na ɔno nso ayɛ me ɔba?

6 Na ɔnya de abakan no ba wiase bio a, ɔse:

Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no!

7 Na abɔfoɔ no ho deɛ, ɔse:

Ɔyɛ n’abɔfoɔ mframa

ne n’asomfoɔ, ogyaframa,

8 na ɔba no ho deɛ, ɔse:

Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daapem daapem,

w’ahennie poma yɛ poma a ɛtene.

9 Wodɔ tenenee, na wokyiri amumuyɛ

enti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn,

de ahosan ngo asra woɔ asene wo mfɛfoɔ.

10 Na:

Awurade, mfitiaseɛ no, wotoo asase fapem,

na wo nsa ano nnwuma ne ɔsoro.

11 Yeinom bɛsɛe, nanso wo deɛ, wowɔ hɔ ara,

na ne nyinaa bɛsu sɛ atadeɛ,

12 na wobɛbobɔ wɔn sɛ firatam,

na wɔasakyera wɔn sɛ atadeɛ.

Na wo deɛ, wote sɛ deɛ wote ara,

na wo mfeɛ renhi da.

13 Na abɔfoɔ no mu hwan ho na waka pɛn sɛ:

Tena me nifa so

kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ?

14 Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfoɔ a, wɔn a, wɔbɛyɛ nkwagyeɛ no adedifoɔ no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 2

Nkwagyeɛ kɛseɛ no

1 Yei nti ɛsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛateɛ no mu den ma no boro soɔ, na yɛamfiri ho da bi.

2 Na sɛ asɛm a wɔnam abɔfoɔ so kaeɛ no timii, na mmarato ne asoɔden biara nyaa n’akatua a ɛsɛ a,

3 yɛn nso, sɛ yɛammu nkwagyeɛ kɛseɛ a ɛte sɛ yei a, yɛbɛdwane afiri mu sɛn? Ɛno na Awurade firii aseɛ kaeɛ no, wɔn a wɔteeɛ no hyɛɛ mu den maa yɛn,

4 na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi.

Yesu nam owuo mu kɔ animuonyam mu

5 Ɛfiri sɛ ɛnyɛ abɔfoɔ ase na ɔde wiase a ɛreba a yɛka ho asɛm no ahyɛ.

6 Na obi di adanseɛ baabi sɛ:

Ɔdasani ne hwan a wokae no,

anaasɛ onipa ba ne hwan a w’ani ku ne ho?

7 Woama no aka kakraa bi na wato abɔfoɔ,

wode animuonyam ne anidie abɔ no abotire,

[na wode no asi wo nsa ano nnwuma so,]

8 wode nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nan ase.

Na sɛ ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ n’ase yi, wannya biribiara a wamfa anhyɛ n’aseɛ. Na seesei deɛ, yɛnnya nhunuu sɛ wɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ n’ase.

9 Na mmom, yɛhunu Yesu, deɛ berɛ tiawa bi mu, wɔbrɛɛ no ase senee abɔfoɔ no, sɛdeɛ ɔbɛfa Onyankopɔn adom so bɛka owuo ahwɛ ama nnipa nyinaa. Seesei ɛsiane owuo amanehunu nti, wɔde animuonyam ne anidie abɔ no abotire.

Ɔnam amanehunu so duru ne pɛyɛ mu

10 Na ɛfataa deɛ ne nti nnoɔma nyinaa wɔ hɔ na ɛnam ne so na nnoɔma nyinaa wɔ hɔ, deɛ ɔde mma bebree baa animuonyam mu no, sɛ ɔde wɔn nkwagyeɛ safohene nam amanehunu mu bɛkɔ pɛyɛ mu.

11 Na deɛ ɔte yɛn ho ne wɔn a wɔate wɔn ho nyinaa wɔ abɔseɛ baako, ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom,

12 sɛ:

Mɛbɔ wo din makyerɛ me nuanom,

asafo mu na mɛto ayeyie dwom mama woɔ.

13 Na bio:

Mede me ho bɛto ne so.

Na bio nso:

Hwɛ, me ne mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie.

Ɔsɔfo Panin Yesu de ɔno ara ne ho bɔ afɔdeɛ

14 Enti sɛ mma no anya honam ne mogya korɔ no bie no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owuo so bɛtu deɛ ɔwɔ owuo tumi a ɔne ɔbonsam no,

15 na wagye wɔn a anka owuo ho hu nti wɔayɛ nkoa, nna a wɔde te aseɛ nyinaa.

16 Na ampa ara, ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔsɔ wɔn mu gye wɔn, na mmom Abraham asefoɔ na ɔsɔ wɔn mu gye wɔn.

17 Enti ɛhiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nnoɔma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛ sɔfo panin, Nyankopɔn fam nnoɔma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.

18 Na ɛnam sɛ ɔno ara hunuu sɔ a wɔsɔɔ no hwɛeɛ mu amaneɛ nti, ɔtumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 3

Kristo sene Mose

1 Ɛno nti, anuanom akronkronfoɔ a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yɛgyina so ka no ho Ɔsomafoɔ ne Ɔsɔfo Panin Yesu

2 a ɔdi deɛ ɔde no sii hɔ no nokorɛ sɛdeɛ Mose nso dii Nyankopɔn fie nyinaa mu nokorɛ no.

3 Na oyi deɛ, wɔabu no sɛ animuonyam bebree sɛ no, sene Mose, te sɛ deɛ ɔsi efie wɔ anidie bebree sene efie no.

4 (Ɛfiri sɛ efie biara, obi na ɔsie, na deɛ ɔyɛɛ nnoɔma nyinaa ne Onyankopɔn.)

Mose yɛ ɔsomfoɔ pa

5 Na Mose deɛ, ɔdii Nyankopɔn fie nyinaa mu nokorɛ sɛ ɔsomfoɔ, sɛ ɔbɛdi nsɛm a wɔrebɛka da bi no ho adanseɛ.

6 Na Kristo deɛ, ɔdi ne fie so sɛ ɔba; nso ne fie no ne yɛn, nanso gye sɛ yɛsɔ anidasoɔ no ho nnam ne ahohoahoa mu pintinn kɔsi awieeɛ.

Akyinnyegyeɛ ne asoɔden ho kɔkɔbɔ

7 Enti, sɛdeɛ Honhom Kronkron ka no:

Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,

8 mommpirim mo akoma sɛ atuateɛ no mu,

sɔhwɛ da no wɔ serɛ so hɔ,

9 deɛ mo agyanom gyegyee me hɔ no de sɔɔ me hwɛeɛ,

na wɔhunuu me nnwuma mfirinhyia aduanan.

10 Enti saa awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me ahi,

na mekaa sɛ: Wɔfom daa wɔ wɔn akoma mu.

Nanso wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan;

11 sɛdeɛ mekaa ntam wɔ m’abufuo mu no:

Wɔrenhyɛne me home mu da.

12 Monhwɛ yie, anuanom, na akoma bɔne a ɛnnye nnie amma mo mu biara mu, na wanwae amfiri Onyankopɔn teasefoɔ ho.

Nokorɛdie ho hia

13 Na mmom montutu mo ho fo da biara a wɔda so bɔ din sɛ “ɛnnɛ” no, na bɔne nnaadaa ampirim mo mu biara akoma.

14 Nanso sɛ deɛ yɛfirii aseɛ de yɛn ho too soɔ no, yɛsɔ mu pintinn kɔsi awieeɛ a, yɛn ne Kristo bɛyɛ baako.

15 Sɛ wɔka sɛ:

Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,

mommpirim mo akoma sɛ ahiyie no mu a,

16 na ɛhefoɔ na wɔteeɛ a wɔtee atua no?

Yudafoɔ abakɔsɛm mu nkyerɛkyerɛ bi

Ɛnyɛ wɔn a wɔnam Mose so firii Misraim nyinaa no anaa?

17 Na ɛhefoɔ ho na ɛyɛɛ no ahi mfirinhyia aduanan no? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn amu guguu serɛ soɔ no anaa?

18 Na ɛhefoɔ na ɔkaa wɔn ntam sɛ wɔrenhyɛne n’ahome mu? Ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ asoɔden no anaa?

19 Na yɛhunu sɛ ɔgyeɛ a wɔannye annie nti, wɔantumi anhyɛn n’ahomegyeɛ no mu.

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 4

Ahome a Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no

1 Saa nti, ɛnam sɛ wɔagya yɛn ne home mu kɔ ho bɔhyɛ nti, momma yɛnsuro, na mo mu biara anyɛ sɛ waka akyi.

2 Na wɔaka asɛmpa nso akyerɛ yɛn sɛ wɔn ara; nanso wɔannya asɛm a wɔteeɛ no ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ ɛne gyidie no annkɔ bɛn korɔ mu, wɔn a wɔteeɛ no mu.

3 Na yɛn a yɛagye adie no kɔ ɔhome no mu, sɛdeɛ ɔkaa sɛ:

Mekaa ntam m’abufuo mu sɛ:

Wɔrenhyɛne me home mu.

Nanso wɔfiri wiase fapemtoɔ awie nnwuma no dada.

4 Na baabi waka ɛda a ɛtɔ so nson no ho asɛm sɛ: Na Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson firi ne nnwuma nyinaa mu.

5 Na ɛhanom ɔka bio sɛ: Wɔrenhyɛne me home mu.

6 Enti, sɛ aka sɛ ebinom bɛkɔ mu, na asoɔden nti wɔn a wɔkaa wɔn asɛmpa no kane no ankɔ mu nti,

7 ɔhyɛɛ da bi bio nam Dawid so kaa sɛ: “Ɛnnɛ”, ɛkyɛree saa no, ɔkaa sɛdeɛ yɛabɔ din dada no sɛ:

Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,

mommpirim mo akoma!

8 Na sɛ na Yosua ama wɔn ahome a, anka akyire yi wammɔ da foforɔ din bio.

9 Ɛnneɛ na homedadie da so ara wɔ hɔ ma Nyankopɔn man.

10 Na deɛ wahyɛne ne home mu no, ɔno nso home firii ne nnwuma ho, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne deɛ ho no.

11 Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛne ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden korɔ no ara ho nhwɛsoɔ.

12 Na Nyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sene nkrantɛ anofanu biara, na ɛhwire mu kɔduru sɛ ɛpaepae ɔkra ne honhom, akwaa ne ekyim mu, na ɛyɛ akoma nsusuiɛ ne adwene temmufoɔ.

13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.

Yɛn sɔfo panin Yesu

14 Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panin kɛseɛ a watwa mu ɔsoro, a ɔno ne Yesu, Nyankopɔn Ba no yi, momma yɛnsɔ yɛn gyidie asɛm a yɛgyina so ka no mu dendeenden.

15 Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.

16 Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahennwa no anim, na yɛanya mmɔborɔhunu, na yɛahunu adom, na ɛberɛ a ɛsɛ mu aboa yɛn.

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 5

1 Na ɔsɔfo panin biara, wɔyi no firi nnipa mu hyɛ no sɔfoɔ ma nnipa, Nyankopɔn fam nnoɔma ho, na bɔne nti, ɔde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ ama,

2 sɛ obi a ɔbɛtumi ahunu ama wɔn a wɔnnim na wɔfom no, ɛsiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia.

3 Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ ma ne ho, sɛdeɛ ɔbɔ ma ɔman no.

4 Na obi mfa saa anidie no mma ne ho, gye sɛ deɛ Onyankopɔn afrɛ no te sɛ Aaron no.

5 Saa ara nso na Kristo anhyɛ ne ho animuonyam sɛ ɔbɛyɛ ɔsɔfo panin, na mmom deɛ ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ!

6 Sɛdeɛ ɔkaa no baabi nso sɛ:

Woyɛ daa sɔfo,

wɔ Melkisedek kwan so.

7 Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.

8 Ɔyɛ Ɔba deɛ, nanso ɔsuaa amaneɛ a ɔhunuiɛ no mu setie,

9 na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae,

10 a Onyankopɔn bɔ ne din frɛ no ɔsɔfo panin wɔ Melkisedek kwan so.

Akyirisan ho kɔkɔbɔ

11 Ɛno ho na yɛwɔ nsɛm pii a asekyerɛ yɛ den, nanso mo aso asisi.

12 Na ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfoɔ no, ɛhia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Nyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ sɛ wɔn a ɛhia wɔn nufosuo, na ɛnyɛ aduane a ɛyɛ den.

13 Na obiara a ɔnum nufoɔ no nhunuu tenenee asɛm no mu, na ɔyɛ akɔkoaa.

14 Na aduane a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyinia ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hunu papa ne bɔne mu.

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 6

1 Enti momma yɛmfa mfitiaseɛ nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ho no nto nkyɛn, na yɛmpere nkɔ deɛ ɛyɛ pɛ no mu, na yɛamfa nnwuma funu mu adwensakyera ne Nyankopɔn ho gyidie

2 ne asubɔ ahodoɔ ho nkyerɛkyerɛ ne nsagusoɔ ne awufoɔ sɔreɛ ne daa atemmuo anto fapem bio.

3 Yei na sɛ Onyankopɔn ma ho kwan a, yɛbɛyɛ.

4 Na ɛntumi mma sɛ, wɔn a wɔanya hann pɛn, na wɔaka ɔsoro akyɛdeɛ no ahwɛ, na wɔanya Honhom Kronkron no bie,

5 na wɔaka Nyankopɔn asɛm a ɛyɛ ne wiase a ɛrebɛba no ahoɔden ahodoɔ ahwɛ,

6 na wɔafiri ho ahwe aseɛ no, wɔbɛdane wɔn foforɔ akɔ adwensakyera mu, wɔn a wɔsɛne Nyankopɔn Ba no bio ma wɔn ho na wɔde no kɔ animguaseɛ mu.

7 Na asase a ɛnom osuo a ɛtaa tɔ gu soɔ na ɛfifiri aduane a ɛyɛ ma wɔn a wɔn nti wɔdɔ no, nya Nyankopɔn hɔ nhyira no bi.

8 Na deɛ ɛfifiri nkasɛɛ ne hwerɛmo no, ɛmfra, na ɛbɛn nnuabɔ a n’awieeɛ ne ɔhyeɛ.

9 Na sɛ yɛka saa nso a, adɔfo, mo fam deɛ, yɛn ani da deɛ ɛyɛ sene saa a ɛbata nkwagyeɛ ho so.

10 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn nyɛ deɛ ɔntene, a ne werɛ bɛfiri mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔɔ no ne din mu, sɛ mosomm ahotefoɔ na moda so som wɔn.

11 Na yɛyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmaako mmaako yi saa mmɔdemmɔ yi adi kyerɛ wɔ anidasoɔ a akyinnyeɛ nni mu koraa mu de kɔduru awieeɛ,

12 na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidie ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafoɔ.

Nyankopɔn bɔhyɛ a ɛyɛ nokorɛ

13 Na Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, na ɔnni deɛ ɔso sene no a ɔbɛka ne ntam nti, ɔkaa ɔno ara ne ho ntam

14 sɛ: Ampa ara, nhyira na mɛhyira woɔ, na dɔre na mɛma woadɔre.

15 Na ɔtoo ne bo ase twɛnee saa no, ne nsa kaa bɔhyɛ no.

16 Ɛfiri sɛ nnipa ka deɛ ɔso sene wɔn ntam, na ntuatuaano nyinaa to twa ne ntanka a wɔde hyɛ asɛm mu den.

17 Ɛno nti na Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔyi n’atirimusɛm a ɛnsakyera kyerɛ bɔhyɛ no adedifoɔ pefee no, ɔde ntam gyinaa mu,

18 na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu.

19 Ɛno na yɛwɔ sɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛnteɛ, na ɛtim hɔ a ɛhyɛne mu de kɔsi ntwamutam no mu,

20 deɛ odikanfoɔ bi hyɛnee hɔ maa yɛn no, ɔno ne Yesu a wayɛ Melkisedek kwan so daa sɔfo panin.

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 7

Melkisedek kwan so Sɔfodie

1 Na saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfoɔ, Abraham kɔkumm ahene no na ɔresane aba no, ɔkɔhyiaa no hyiraa no.

2 Nso Abraham maa no ade nyinaa so ntotosoɔ du du, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ tenenee hene kane, na ɛno akyiri nso, ɔyɛ Salem hene, ɛne asomdwoeɛ hene,

3 ɔnni agya nni na nni awoɔ ntoatoasoɔ, ɔnni nna mfitiaseɛ anaa nkwa awieeɛ, na wɔde no toto Nyankopɔn Ba no ho a, ɔyɛ ɔsɔfoɔ afebɔɔ.

4 Na monhwɛ onipa yi a agya panin Abraham maa no asadeɛ no so ntotosoɔ du du no so a ɔso!

5 Na wɔn a wɔfiri Lewi mma mu nya asɔfodwuma no nso wɔ ahyɛdeɛ bi sɛ wɔnnye ntotosoɔ du du, sɛdeɛ mmara no teɛ, wɔ ɔman no mu, ɛne sɛ, wɔn nuanom a wɔn nso wɔfiri Abraham asene mu no, nkyɛn,

6 nanso deɛ n’abusua mfiri wɔn mu no gyee Abraham hɔ ntotosoɔ du du, na ɔhyiraa deɛ ɔwɔ bɔhyɛ no.

7 Nso akyinnyeɛ biara nni mu sɛ deɛ ɔkyɛne soɔ no na ɔhyira akumaa.

8 Na ɛha, nnipa a wɔwuo na wɔgye ntotosoɔ du du, na ɛhɔ deɛ, deɛ wɔdi ne ho adanseɛ sɛ ɔte aseɛ no.

9 Na yɛbɛtumi aka sɛ, Lewi nso a ɔgye ntotosoɔ du du no nam Abraham so maa ntotosoɔ du du no bi,

10 ɛfiri sɛ berɛ a Melkisedek bɛhyiaa no no, na ɔda so wɔ n’agya asene mu.

Ɔsɔfoɔ foforɔ a ɔte sɛ Melkisedek

11 Na afei sɛ pɛyɛ nam Lewifoɔ asɔfodie so ba a, (ɛfiri sɛ ɛno so na ɔman no nyaa mmara no,) anka ɛdeɛn hia na ɛhia bio sɛ Melkisedek akwan so sɔfoɔ foforɔ bɛsɔreɛ na wɔnka no sɛ Aaron kwan soɔ?

12 Na sɛ wɔsakyeraa asɔfodie no a, ɛtwa sɛ wɔsakyera mmara no nso.

13 Na deɛ wɔbɔ ne din ka nsɛm yi firi abusuakuo foforɔ a obi mfiri mu mmɛyɛɛ afɔrebukyia ho adwuma pɛn mu.

14 Ɛfiri sɛ ɛda adi pefee sɛ, Yuda mu na yɛn Awurade pueeɛ, nso saa abusuakuo yi, Mose ammɔ din anka asɔfodie ho hwee.

15 Na deɛ ɛma asɛm no da adi pefee koraa ne sɛ, ɔsɔfoɔ foforɔ sɔre Melkisedek nsɛsoɔ so

16 a wɔamfa honam ahyɛdeɛ mmara so, na mmom wɔnam nkwa a ɛnsɛeɛ ahoɔden so ayɛ no ɔsɔfoɔ.

17 Na wɔdi ne ho adanseɛ sɛ:

Woyɛ Melkisedek kwan so

sɔfoɔ daa.

18 Na wɔgu ahyɛdeɛ bi a ɛdi kan wɔ emu adeɛ a ɛyɛ mmerɛ na ɛho nni mfasoɔ nti,

19 (ɛfiri sɛ mmara no amma biribiara anni mu), nanso wɔde anidasoɔ a ɛyɛ kyɛne soɔ a yɛnam so bɛn Onyankopɔn ba mu, de si ananmu.

20 Na sɛdeɛ wɔankwati ntanka anyɛ yei no, ɛwom sɛ wɔn deɛ, wɔkwatii ntanka yɛɛ asɔfoɔ,

21 nanso oyi deɛ, deɛ ɔka kyerɛɛ no sɛ:

Awurade aka ntam na ɔrennu ne ho sɛ:

Woyɛ ɔsɔfoɔ daa no, de

ntanka ahyɛ no sɔfoɔ,

22 sɛdeɛ apam a Yesu adi mu agyinamu yi yɛ kyɛne soɔ ne no.

23 Na wɔn deɛ, ɛsiane sɛ owuo amma wɔantena hɔ nti, wɔyɛɛ asɔfoɔ a wɔdɔɔso,

24 nanso oyi deɛ, ɛnam sɛ ɔte hɔ daa nti, ɔdi sɔfoɔ afebɔɔ.

25 Saa nti, ɔbɛtumi agye wɔn a wɔnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛn no koraa, ɛfiri sɛ ɔte ase daa sɛ ɔbɛdi ama wɔn.

26 Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro.

27 Ɔno na ɛnhia no daa, sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no, sɛ ɔbɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔdeɛ kane ansa na wabɔ ɔman no deɛ, na mmom ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ no, ɔyɛɛ yei prɛko pɛ.

28 Na mmara no deɛ, ɛhyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛ asɔfoɔ mpanin, nanso mmara no akyiri ntanka asɛm no hyɛ ɔba a wawie pɛyɛ daa no sɔfo panin.

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 8

Apam a ɛyɛ no Ntamgyinafoɔ

1 Na nsɛm a yɛreka yi mu titire nie: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panin a wakɔtena tumi kɛseɛ ahennwa no nifa, ɔsoro

2 sɛ kronkronbea ne nokorɛ ntomadan a Awurade no ara, na ɛnyɛ onipa, pameeɛ no mu sɔfoɔ.

3 Na ɔsɔfo panin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ mma, enti ɛsɛ sɛ oyi nso nya biribi a ɔde bɛma.

4 Na sɛ ɔwɔ asase so deɛ a, anka ɔnyɛ ɔsɔfoɔ mpo, ɛfiri sɛ asɔfoɔ a wɔde ayɛyɛdeɛ ma, sɛdeɛ mmara no teɛ, wɔ hɔ dada.

5 Wɔn na wɔsom ɔsoro nnoɔma nhwɛsoɔ ne mfonini, te sɛdeɛ asɛm a berɛ a Mose rebɛsiesie ntomadan no, ɛbaa ne nkyɛn a ɛse: Hwɛ, yɛ adeɛ nyinaa sɛdeɛ nsususoɔ a wɔkyerɛɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ.

6 Na afei ne nsa aka asɔfodwuma a ɛkyɛne soɔ, sɛ wayɛ apam a ɛkyɛne soɔ a wɔgyina bɔhyɛ a ɛkyɛne soɔ so hyɛɛ ho mmara no ntamgyinafoɔ.

Apam foforɔ bɔhyɛ

7 Na sɛ kane apam no ho nni asɛm a, anka wɔrenhwehwɛ deɛ ɛtɔ so mmienu toberɛ.

8 Na ɔnunu wɔn sɛ:

Hwɛ, nna bi reba, Awurade na ɔseɛ,

sɛ me ne Israel fie

ne Yuda fie bɛpam apam foforɔ,

9 ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ

da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn mefirii Misraim asase soɔ no;

ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔantena m’apam mu,

na me nso mannwene wɔn ho, Awurade na ɔseɛ.

10 Na yei ne apam a

nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, Awurade na ɔseɛ:

Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu,

na matwerɛ no wɔn akoma mu,

na mayɛ wɔn Nyankopɔn,

na wɔn nso ayɛ me ɔman.

11 Na obi renkyerɛkyerɛ ne kuromani,

obi renkyerɛkyerɛ ne nua sɛ: Hunu Awurade!

Na wɔn nyinaa bɛhunu me

afiri wɔn mu akumaa so akɔsi ɔkɛseɛ so.

12 Na mɛdom wɔn amumuyɛ ho,

na wɔn bɔne deɛ, merenkae bio.

13 Deɛ ɔka sɛ “foforɔ” yi no, ɔde ayɛ kane deɛ no dada, na deɛ ɛreyɛ dada na ɛretwa mu no, aka kakra na ayera.

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 9

Ɔsoro ne asase so kronkronbea

1 Na afei, kane apam no nso wɔ ɔsom ho nhyehyɛɛ ne wiase ha kronkronbea deɛ:

2 Ɛfiri sɛ, wɔsii ntomadan bi a wɔkɔ mu kane a kaneadua ne ɛpono ne paanoo a ɛgu soɔ wɔ mu a wɔfrɛ hɔ kronkronbea.

3 Na ntwamutam a ɛtɔ so mmienu no mu wɔ ntomadan a wɔfrɛ hɔ kronkron mu kronkron.

4 Ɛwɔ sika aduhwamhyeɛ bukyia ne apam adaka a wɔde sika adura ho nyinaa, a sika pɔre a mana wɔ mu, ne Aaron poma a ɛfefɛeɛ ne apam aboɔpono no wɔ mu.

5 Na ɛso na animuonyam Kerubim a ɛtrɛ mpata adwa no soɔ sie; nso yɛrentumi nka nnoɔma yi ho nsɛm mmaako mmaako seesei.

6 Na wɔsiesiee nnoɔma yi saa a, asɔfoɔ no kɔ ntomadan a wɔsi mu kane no mu daa kɔyɛ ɔsom ho nnwuma.

7 Na deɛ ɛtɔ so mmienu no deɛ, ɔsɔfo panin nko na afe biara ɔkɔ hɔ prɛko, ɔde mogya a ɔno ara, ne ɔman no mfomsoɔ nti ɔde kɔma.

8 Emu na Honhom Kronkron kyerɛ yei pefee sɛ, ɛberɛ a wɔnnya nyii kwan a ɛde kɔ kronkron mu no adi nkyerɛeɛ no, na ntomadan a ɛdi kan no da so si hɔ.

9 Na ɛno yɛ mfatoho de ma seesei berɛ yi, sɛdeɛ wɔde ayɛyɛdeɛ nso ma, ɛne afɔdeɛ a ɛntumi mma deɛ ɔsom no nni mu n’ahonim fam,

10 na ɛne nnuane ne anonneɛ ne adware ahodoɔ yɛ honam nsiesieeɛ nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkɔduru berɛ a wɔahyɛ ato hɔ no.

Kristo asɔfodie a ɛdi mu

11 Nanso Kristo a ɔbaa sɛ nnepa a aba dada no ho sɔfo panin, nam ntomadan a ɛso na ɛyɛ pɛ kyɛne soɔ, (a wɔamfa nsa ansie, ɛne sɛ, ɛmfiri adebɔ yi mu mu),

12 nso ɛnyɛ mmirekyie ne anantwie mma mogya, na mmom ɔno ara ne mogya so na ɔnam kɔɔ kronkronbea hɔ prɛko kɔnyaa daa ɔgyeɛ.

13 Na sɛ mmirekyie ne anantwinini mogya ne nantwibereɛ nso a wɔde dwira wɔn a wɔn ho agu fi, te wɔn ho kɔ honam ahofire mu a,

14 mprɛ ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔdeɛ, a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rente mo ahonim ho mfiri nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte aseɛ?

Kristo yɛ Apam foforɔ ntamgyinafoɔ

15 Yei nti na ɔyɛ Apam foforɔ ntamgyinafoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn a wɔabɔ wɔn din afrɛ wɔn no anya daa agyapadeɛ bɔhyɛ no, ɛsiane owuo a ɔwu de gyee wɔn a wɔyɛɛ kane apam no ho mfomsoɔ no.

16 Na deɛ samanseɛ wɔ no, ɛhɔ na ɛtwa sɛ wɔkyerɛ sɛ, deɛ ɔhyɛeɛ no awu,

17 na samanseɛ tim wɔ awufoɔ so, na deɛ ɔhyɛeɛ no te ase a, anka emu nyɛ den da.

18 Ɛno nti na wɔankwati mogya anhyɛ kane apam no nso aseɛ.

19 Na Mose kaa ahyɛdeɛ biara kyerɛɛ ɔman mu no nyinaa, sɛdeɛ mmara no teɛ wieeɛ no, ɔfaa anantwie mma ne mmirekyie mogya ne nsuo ne kuntu kɔkɔɔ ne sommɛ na ɔde petee nwoma no ara ne ɔman no nyinaa so

20 kaa sɛ: Yei ne apam a Onyankopɔn ahyɛ wɔ mo ho no mogya.

21 Na ntomadan ne asɔfodwuma nnoɔma nyinaa nso, ɔde mogya no petee ho saa ara.

22 Ampa ara, wɔde mogya na ɛte nnoɔma nyinaa ho, sɛdeɛ mmara no teɛ, na mogya angu a, bɔne fakyɛ nni hɔ.

Kristo afɔreɛ prɛko a ɔbɔeɛ

23 Ɛnneɛ na ɛtwa sɛ wɔde yeinom te ɔsoro nnoɔma nhwɛsoɔ no ho. Na ɔsoro nnoɔma no ankasa deɛ, wɔde afɔdeɛ a ɛyɛ kyɛne yeinom na ɛtee ho.

24 Na Kristo anhyɛne kronkronbea a wɔde nsa yɛeɛ, a ɛyɛ kronkronbea pa ara no ho nsɛnkyerɛnneɛ no mu, na mmom ɔhyɛnee ɔsoro ankasa sɛ afei ɔrekɔyi ne ho adi Nyankopɔn anim ama yɛn.

25 Nanso wanhyɛne hɔ sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ mprɛ pii, sɛdeɛ ɔsɔfo panin de obi mogya hyɛne kronkronbea daa mfirinhyia no;

26 ɛnneɛ anka ɛsɛ no sɛ ɔtaa hunu amane firi wiase fapem, na afei a wiase mmerɛ rewie duro yi, wayi ne ho adi prɛko sɛ ɔnam afɔdeɛ a ɔde ne ho bɔeɛ so bɛyi bɔne.

27 Na sɛdeɛ ɛda hɔ ma nnipa sɛ wɔbɛwu prɛko na ɛno akyi atemmuo bɛba no,

28 saa ara nso na Kristo a wɔde no bɔɔ afɔdeɛ prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne no bɛkwati bɔne ayi ne ho adi ne mprenu soɔ, akyerɛ wɔn a wɔhwɛ no kwan no, de wɔn akɔ nkwagyeɛ mu.

Categories
Hebrifoɔ

Hebrifoɔ 10

Kristo bɔɔ afɔre prɛko maa nnipa nyinaa

1 Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no nhwɛsoɔ na ɛnyɛ nnoɔma no suban ankasa nti, ɛntumi mfa afɔdeɛ korɔ no ara a wɔbobɔɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔbɔ no pɛ da;

2 na sɛ asɔrefoɔ a wɔate wɔn ho prɛko nni bɔne ho ahonim bio a, anka wɔannyae afɔrebɔ anaa?

3 Na mmom bɔne ho nkaeɛ wɔ mu daa afirinhyia,

4 ɛfiri sɛ anantwinini ne mmirekyie mogya ntumi nyi bɔne mfiri hɔ.

5 Enti ɔreba wiase no, na ɔkaa sɛ: Afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me.

6 Ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ansɔ w’ani.

7 Ɛno na mekaa sɛ: Hwɛ, mereba,

wɔatwerɛ me ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu sɛ, merebɛyɛ deɛ wo, Onyankopɔn, wopɛ.

8 Kane no, ɔkaa sɛ: Afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ, woampɛ, nanso ansɔ w’ani, (ɛne deɛ wɔnam mmara so de ma).

9 Ɛno na ɔkaa sɛ: Hwɛ, maba sɛ merebɛyɛ deɛ wopɛ; ɔyi deɛ ɛdi kan no hɔ, na ɔde deɛ ɛtɔ so mmienu no asi hɔ.

10 Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmaeɛ no soɔ ate yɛn ho prɛko.

11 Na ɔsɔfoɔ biara gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔdeɛ korɔ no ara a ɛntumi nyi bɔne mfiri hɔ da.

12 Na ɔno deɛ, ɔnya bɔɔ daa bɔne ho afɔdeɛ baako no, ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.

13 Na deɛ aka ne sɛ ɔtwɛn kɔduru sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ase ntiasoɔ.

14 Na ɔde afɔdeɛ korɔ no ara ama wɔn a wɔate wɔn ho no awie pɛyɛ.

15 Na Honhom Kronkron nso di yɛn adanseɛ. Ɛfiri sɛ akane no, ɔkaa sɛ:

16 Yei ne apam a nna no akyi

me ne wɔn bɛpam no, Awurade na ɔseɛ:

Mede me mmara bɛhyɛ wɔn akoma mu,

na matwerɛ wɔ wɔn adwene mu

17 Ɔka toa so sɛ,

na wɔn bɔne ne wɔn mmarato nso merenkae bio.

18 Na deɛ yeinom fakyɛ wɔ no, bɔne ho afɔrebɔ nni hɔ bio.

Nyankopɔn anim korɔ kwan

19 Enti, anuanom, sɛ yɛwɔ Yesu mogya mu nnamyɛ a yɛde bɛkɔ kronkronbea hɔ,

20 ɛsiane ɔkwan a wɔsiesie ama yɛn, ɔkwan foforɔ a ɛwɔ nkwa a ɛfa ntwamutam, ɛne sɛ ne honam mu,

21 ne sɛ yɛwɔ Nyankopɔn fie so sɔfoɔ kɛseɛ nti,

22 momma yɛmfa nokorɛ akoma wɔ gyidie a akyinnyeɛ nni mu koraa mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn akoma ho afiri ahonim bɔne mu, na wɔde nsuo korɔgyenn adware wɔn nipadua.

23 Momma yɛnsɔ anidasoɔ asɛm a yɛgyina so ka no mu pintinn, ɛfiri sɛ ɔnokwafoɔ ne deɛ ɔhyɛɛ bɔ no,

24 na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.

25 Na mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu, sɛdeɛ ebinom yɛ no, na mmom momma yɛntutu yɛn ho yɛn ho fo, berɛ dodoɔ a mohunu sɛ Ɛda no rebɛn.

Ɔwaeɛ yɛ adeɛ a ɛyɛ hu

26 Na sɛ yɛnya nya nokorɛ no mu nimdeɛ, na akyire yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔdeɛ biara nni hɔ bio,

27 na mmom deɛ aka ne atemmuo akwanhwɛ a ɛyɛ hu bi, ne ogya a ɛrebɛhye atamfoɔ no pasaa.

28 Sɛ obi to Mose mmara a, ɔkwati mmɔborɔhunu gyina adansefoɔ baanu anaa baasa anomu asɛm so wu.

29 Akatua a ɛnyɛ koraa bɛn na mususu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde bɛtua deɛ watiatia Nyankopɔn Ba no soɔ, na wabu apam mogya a wɔde ate ne ho no ahuhudeɛ, na wasopa adom honhom no?

30 Na yɛnim deɛ ɔkaa sɛ: Me na aweretɔ wɔ me, me na mɛtua ka. Na bio: Awurade bɛbu ne man atɛn.

31 Onyankopɔn a ɔte aseɛ no nsa mu hweɛ yɛ hu.

32 Na monkae sɛ kane nna a monyaa hann no, momiaa mo ani hunuu ɔko bebree mu amane.

33 Ebi ne sɛ, monam ahohora ne ahohia so yɛɛ adwasodeɛ, ebi nso ne sɛ moyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn saa no mfɛfoɔ.

34 Na momaa nneduafoɔ amaneɛ kaa mo, mode anigyeɛ nso penee mo nnoɔma fom sɛ monim sɛ mowɔ ahodeɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ ɔsoro a ɛtena hɔ.

35 Enti monnto mo nnamyɛ a ɛwɔ akatua kɛseɛ no nntwene.

36 Na boasetɔ hia mo, na sɛ mowie deɛ Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.

37 Na aka kakraa bi

na deɛ ɔbɛba no aba, na ɔrenkyɛ.

38 Na deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa,

na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.

39 Na yɛn deɛ, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛeɛ mu mu, na mmom yɛfra wɔn a wɔgye die na wɔkɔ nkwagyeɛ mu mu.