Categories
He Ester

He Ester 1

Mordekai daeɛso

1 Na Artasasta Ɔkɛseɛ no ahennie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, bosome Nisan da a ɛdi kan no, Mordekai a n’agya ne Yair agya, a n’agya ne Simei, a n’agya ne Kis a ɔfiri Benyamin abusua mu soo daeɛ bi.

2 Na ɔyɛ Yudani bi a ɔte Susa kuro mu, onipa titire a ɔsom wɔ ɔhene ahemfie.

3 Na ɔyɛ dommum a na ɔka Ɔhene Yekonia a ɔfiri Yudea no ho, a wɔde wɔn firii Yerusalem baeɛ no mu baako.

4 Dede ne basabasayɛ, aprannaa ne asasewosoɔ!

5 Afei ɔtweaseɛ akɛseɛ mmienu bi firii adi, a wɔn mmienu asiesie wɔn ho rebɛko, na wɔboboom huhuuhu.

6 Wɔn mmobomu no, ɔman biara siesiee ne ho maa ɔko, sɛ wɔn ne tenenee man no rebɛko.

7 Na ɛyɛ esum ne awerɛhoɔ da, amanehunu ne ahohia, ɔhaw ne hooyɛ wɔ asase so!

8 Na wɔhaa tenenee man mu no nyinaa; wɔsuroo bɔne ahodoɔ a na ɛrehunahuna wɔn no, na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛwu.

9 Ɛnna afei wɔsu frɛɛ Onyankopɔn; na wɔn nteamu te sɛdeɛ ɛfiri nsuwa teatea bi mu, na asubɔnten kɛseɛ firi mu bae, a emu nsuo dɔɔso;

10 hann bae, na owia pueeɛ, na wɔmaa wɔn a wɔabrɛ wɔn aseɛ no so, na wɔmenee wɔn a wɔama wɔn soɔ no.

11 Mordekai hunuu deɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ yi wɔ daeɛ mu, na ɛberɛ a ɔnyaneeɛ no, na ɔda so ara kae wɔ n’adwenem, na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛte deɛ ɛwɔ mu biara ase.

Wɔbɔ pɔ tia ɔhene

12 Na Mordekai regye n’ahome wɔ adihɔ, a Gabata ne Tara, ɔhene apiafoɔ mmienu a wɔtaa wɛn adihɔ no ka ne ho.

13 Ɔtee wɔn nkɔmmɔdie na ɔbisae pɛɛ wɔn botae, na ɔhunuu sɛ wɔresiesie wɔn ho sɛ wɔn nsa bɛka Ɔhene Artasasta na wɔaku no; na ɔkɔyii ɔhene asotire ɛfa wɔn ho.

14 Afei ɔhene hwehwɛɛ apiafoɔ mmienu yi nsɛm mu, na ɛberɛ a wɔpae mu kaa wɔn bɔne no, wɔfaa wɔn kɔe sɛ wɔrekɔku wɔn.

15 Na ɔhene twerɛɛ nsɛm yi sɛ ɛntena hɔ daa, na Mordekai twerɛɛ nsɛm no nyinaa.

16 Na ɔhene hyɛɛ sɛ wɔmma Mordekai mmɛsom wɔ ahemfie hɔ, na ɔkyɛɛ Mordekai adeɛ wɔ saa nsɛm yi ho.

17 Nanso Hamedata ba Haman a ɔyɛ Bougeanni, a na ɔhene bu no kɛseɛ pa ara no yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛha Mordekai ne ne nkurɔfoɔ ɛsiane ɔhene apiafoɔ mmienu no nti.

Categories
He Ester

He Ester 2

Wɔde Ester si ɔhemmaa

1 Nsɛm yi akyiri a Ɔhene Akas-weros abufuo no ano dwoeɛ no, ɔkaee Wasti ne deɛ ɔyɛeɛ ne deɛ wɔahyɛ atia no no.

2 Na ɔhene asomfo a wɔsom no no kaa sɛ: Ma wɔnhwehwɛ mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ mma ɔhene,

3 na ɔhene nsisi ahwɛfoɔ n’ahennie nsase nyinaa so, na wɔnhyiahyia mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ nyinaa mmra Susa aban mu, mmaa fie, ɔhene piani Hegai a ɔhwɛ mmaa soɔ no nkyɛn, na wɔmma wɔn wɔn nku.

4 Na ababaa a ɔbɛsɔ ɔhene ani no nni hemmaa nsi Wasti ananmu. Na asɛm no sɔɔ ɔhene ani, na ɔyɛɛ saa.

5 Nso na Yudani bi wɔ Susa ahenkuro mu a na ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba

6 a wɔtuu no firii Yerusalem ne nnommum a wɔtuu wɔn ne Yudahene Yekonia a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn kɔeɛ no mu baako.

7 Na ɔno na ɔyɛnee n’agya nua ba Hadasa a ɔne Ester, ɛfiri sɛ na ɔnni agya ne ɛna; na ababaa no ho yɛ fɛ, na n’anim nso te. Na n’agya ne ne na wuwuiɛ no, Mordekai faa no yɛɛ ne ba.

8 Na wɔtee ɔhene no asɛm ne ne mmara no, wɔhyiahyiaa mmabaa pii baa Susa ahenkuro de wɔn hyɛɛ Hegai nsa, na wɔde Ester nso baa ɔhene fie de no bɛhyɛɛ mmaa no hwɛfoɔ Hegai nsa.

9 Na ababaa no sɔɔ n’ani, na ɔnyaa n’anim animuonyam; na ɔyɛɛ ntɛm de ne nku ne ne nnuane maa no, na ɔde mmabaa nson a wɔyii wɔn firii ɔhene fie maa no, na ɔde no ne mmabaa no kɔtenaa deɛ ɛhɔ yɛ wɔ mmaa no fie.

10 Nso na Ester nnya nkyerɛɛ ne man ne n’abusua, ɛfiri sɛ Mordekai ahyɛ no sɛ ɔnnkyerɛ.

11 Na da biara Mordekai kɔnante mmaa fie no abannwa no anim, na wahunu sɛ Ester te yie, ne deɛ wɔde no bɛyɛ.

12 Na ɛduru mmabaa no biara so a, ɔkɔ Ɔhene Akas-weros nkyɛn. Nso wɔyɛɛ no sɛdeɛ mmaa no ahosiesie mmara teɛ kɔsii sɛ abosome dummienu duruiɛ ansa. Na sɛdeɛ wɔn sra nna dodoɔ teɛ no, wɔde kurobo bɔɔ no abosome nsia, na wɔde nnuhwam ne mmaa nku sraa no abosome nsia nso.

13 Na ababaa no de saa kɔ ɔhene nkyɛn a biribiara a ɔpɛ sɛ ɔde firi mmaa no fie kɔ ɔhene fie no, wɔde ma no.

14 Anadwofa na ɔkorɔ, na anɔpa na ɔsane kɔ mmaa fie a ɛtɔ so mmienu, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafoɔ so aseɛ no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.

15 Na ɛduruu Ester a ɔyɛ Mordekai n’agya ne nua Abihail ba a ɔfaa no yɛɛ ne ba no soɔ sɛ ɔbɛkɔ ɔhene no nkyɛn no, wammisa hwee gye deɛ Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmaa no soɔ no tuu no fo wɔ ho. Na Ester nyaa wɔn a wɔhunuu no nyinaa anim animuonyam.

16 Na wɔde Ester kɔɔ Ɔhene Akas-weros nkyɛn n’ahemfie, bosome a ɛtɔ so du a ɛne bosome Tebetno mu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nson no mu.

17 Na ɔhene no dɔ Ester sene mmaa no nyinaa, na ɔnyaa animuonyam ne adom n’anim sene mmabaa no nyinaa, na ɔde ɔhemmaadie abotire no hyɛɛ ne ti, na ɔde no sii Ɔhemmaa Wasti ananmu.

18 Ɛnna ɔhene no too pono kɛseɛ maa ne mmapɔmma ne ne nkoa nyinaa. Yei ne Ester apontoɔ. Na ɔde amantam no toɔ kyɛɛ wɔn, na ɔkyekyɛɛ adeɛ sɛdeɛ ɛfata ɔhene.

19 Na wɔhyiahyiaa mmabaa no ne mprenu soɔ no, na Mordekai te ɔhene ponkɛseɛ no mu.

20 Na Ester nnya nkyerɛɛ n’abusua ne ne man, sɛdeɛ Mordekai hyɛɛ no no; ɛfiri sɛ na Ester di Mordekai asɛm so sɛ berɛ a na ɔhwɛ ne soɔ no.

Mordekai yi atirisopam bi adi

21 Nna a Mordekai te ɔhene ponkɛseɛ no mu no, Bigtan ne Teres, ɔhene mpiafoɔ baanu a wɔfiri wɔn a wɔwɛn ɔpono ano no mu no, bo hurui, na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkum Ɔhene Akas-weros.

22 Na Mordekai tee asɛm no, na ɔkɔka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester, na Ester de Mordekai din kɔka kyerɛɛ ɔhene.

23 Ɛnna wɔhwehwɛɛ asɛm no mu, na wɔhunuu sɛ ɛyɛ nokorɛ no, wɔsensɛnee wɔn baanu no dua so. Na wɔtwerɛ hyɛɛ Berɛsosɛm Nwoma no mu ɔhene anim.

Categories
He Ester

He Ester 3

Haman pam Yudafoɔ tiri so

1 Nsɛm yi akyiri no, Ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba no kɛseɛ, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’adwa so sene mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa deɛ.

2 Na ɔhene nkoa a wɔte ɔhene ponkɛseɛ mu nyinaa koto sɔree Haman, ɛfiri sɛ saa na na ɔhene ahyɛ ama no. Na Mordekai deɛ, wankoto na wansɔre no.

3 Ɛnna ɔhene nkoa a wɔwɔ ɔhene ponkɛseɛ mu no bisaa Mordekai sɛ: Adɛn nti na wo deɛ, woto ɔhene mmara no?

4 Na wɔka kyerɛɛ no saa daa na ɔntie wɔn no, wɔkɔka kyerɛɛ Haman, sɛ wɔrehwɛ sɛ Mordekai nsɛm no bɛgyina anaa. Na waka akyerɛ wɔn sɛ ɔyɛ Yudani.

5 Na Haman hunuu sɛ Mordekai nkoto nsɔre no no, abufuo hyɛɛ Haman ma.

6 Nanso wampɛ sɛ ɔde ne nsa bɛka Mordekai nko ara, ɛfiri sɛ na wɔakyerɛ no deɛ Mordekai fire, na Haman hwehwɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ Akas-weros ahennie nyinaa mu a wɔyɛ Mordekai manfoɔ no nyinaa.

Wɔhyɛ mmara tia Yudafoɔ

7 Bosome a ɛdi kan a ɛne bosome Nisanno mu, Ɔhene Akas-weros afe a ɛtɔ so dummienu mu no, wɔtwee Pur, a ɛne ntonto, Haman anim, da biara da, na ɛfiri bosome no so ara kɔsii bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar.

8 Na Haman ka kyerɛɛ Ɔhene Akas-weros sɛ: Ɔman baako bi wɔ hɔ a wɔabɔ apete, na wɔate wɔn ho afiri amanaman mu, w’ahennie nsase nyinaa soɔ, na ɛsono wɔn mmara ne aman nyinaa deɛ, na ɔhene mmara no, wɔnni so, na ɛmfata ɔhene sɛ ɔbɛma wɔn kwan.

9 Na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔntwerɛ sɛ wɔnsɛe wɔn, na mɛkari dwetɛ dwetɛkɛseɛ mpemdu mahyɛ wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nsa, sɛ wɔmfa ngu ɔhene akoradeɛ mu.

10 Ɛnna ɔhene no yii ne pɛtea firii ne nsa de maa Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba, Yudafoɔ tamfo no.

11 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ: Dwetɛ no, wɔde ama wo, na ɔman no nso, yɛ wɔn sɛdeɛ wo pɛ.

12 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene no Atwerɛfoɔ bosome a ɛdi kan, da ɛtɔ so dummiɛnsa soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Haman hyɛeɛ nyinaa de kɔmaa ɔhene no amradofoɔ ne amantam no mmaako mmaako so ahwɛfoɔ ne aman no nyinaa so mmapɔmma, asase biara sɛdeɛ ne ntwerɛeɛ teɛ, ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ. Wɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na wɔde ɔhene no pɛtea sɔɔ ano.

13 Na wɔde nwoma no somasomaa awɛmfoɔ maa wɔde kɔɔ ɔhene nsase nyinaa so, sɛ wɔnsɛe na wɔnkunkum na wɔnnwerɛ Yudafoɔ no nyinaa mfiri mmeranteɛ so nkɔsi nkwakoraa so, mmɔfra ne mmaa nso, da koro, bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa no so, na wɔmfom wɔn nnoɔma.

Ɔhene krataa no

14 Yei ne krataa no nhwɛsoɔ: “Ɔhene Kɛseɛ Artasasta twerɛ krataa de kɔma saa amradofoɔ a wɔwɔ amantam ɔha aduonu nson mu, ɛfiri India de kɔpem Etiopia, na afei nnipa a wɔhyɛ wɔn aseɛ no nyinaa:

15 “Mabɛyɛ ɔhene wɔ aman pii soɔ, na wiase nyinaa wura ne me yi, (ɛnyɛ sɛ m’ani retra ne ntɔn wɔ dibea a mewɔ mu yi, na mmom sɛdeɛ da biara mede adwenmudahɔ ne ayamyie bɛyɛ adwuma nti), mayɛ m’adwene sɛ mɛmma me man mufoɔ anya asetena mu amannwoeɛ ne sɛdeɛ ɛbɛyɛ na asomdwoeɛ bɛba m’ahemman mu, na ɛde abɔ kwan akwantuo wɔ baabiara, na ama nnipa anya asomdwoeɛ a wɔrehwehwɛ no.

16 “Ɛberɛ a mebisaa m’afotufoɔ no ɔkwan a yei bɛtumi ayɛ hɔ no, Haman a n’adwenkyerɛ a ɛkɔ nkan sene yɛn nyinaa, na ɔnsesa wɔ n’adɔeɛ ne ne nokorɛdie a aseɛ atim no mu, na wɔayɛ no abadiakyire wɔ ahemman no mu nyinaa.

17 Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, aman a ɛwɔ wiase nyinaa mu, nkurɔfoɔ animuonyampɛfoɔ bi a wɔabɔ wɔn ahweteɛ no, wɔwɔ mmara a ɛne aman nyinaa deɛ bɔ abira, na wɔkɔ so ara bu ɔhene mmara no animtia, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkabom wɔ ahennie no mu yɛn nyinaa rehwehwɛ no nokorɛ mu no ntumi nyɛ yie.

18 Yɛate sɛ saa nkurɔfoɔ yi, wɔn nko ara na daa wɔsɔre tia aman, wɔnam bɔne kwan so di abrabɔ ne mmara nwanwasoɔ bi akyi, na wɔnni yɛn aban yi ho adwempa, na wɔreyɛ bɔne biara a wɔbɛtumi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ahennie no ntumi nnyina pintinn.

19 “Saa nti, yɛahyɛ mmara sɛ, wɔn a wɔbɔɔ wɔn din kyerɛɛ wo wɔ krataa a Haman a, nnoɔma hyɛ ne nsa na ɔyɛ yɛn agya a ɔtɔ so mmienu no twerɛ brɛɛ wo no mu no, sɛ ɛyerenom a nkwadaa nyinaa ka ho, wɔn atamfoɔ mfa wɔn nkrantɛ nsɛe wɔn koraa, a wɔnhu wɔn mmɔbɔ anaasɛ wɔnsianka wɔn, wɔ bosome dummienu no a ɛne Adar a ɛyɛ afe yi ara mu, ne da a ɛtɔ so dunan no,

20 ɛnam so bɛma wɔn a wɔfiri mmerɛ tentene ni ayɛ animuonyampɛ na wɔda so yɛ saa ara no nam basabasayɛ yi so bɛsiane akɔ Asamando, na wɔagyae yɛn aban ama ne ho ato no koraa na akyire yi wɔammɛha yɛn bio.”

21 Atwerɛ no nsususoɔ a wɔde kɔhyɛɛ mmara, nsase no nyinaa soɔ no, hyɛ amanaman no nyinaa, sɛ wɔnsiesie wɔn ho nsie da no.

22 Na awɛmfoɔ no firi kɔɔ ntɛmntɛm sɛdeɛ ɔhene kaeɛ no, na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu. Na ɔhene no ne Haman tenaa ase sɛ wɔrebɛnom nsa; na Susa kuro no mu ayɛ bisibasaa.

Categories
He Ester

He Ester 4

Yudafoɔ awerɛhoɔ ne mmuadadie

1 Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden.

2 Na ɔkɔɔ ɔhene ponkɛseɛ anim; nso na obiara nni ho kwan sɛ ɔfira ayitoma de hyɛne ɔhene ponkɛseɛ no mu.

3 Na asase no biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu hɔ no, abooboodie kɛseɛ, ne mmuadadie, ne esu ne adwotwa baa Yudafoɔ no mu, na nnipa pii dedaa ayitoma ne nso mu.

4 Ɛnna Ester mmabaa ne ne mpiafoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no. Na ɔhemmaa no bɔɔ birim papa, na ɔsomaa sɛ wɔmfa ntadeɛ nkɔhyɛ Mordekai, na wɔnyi ne ho ayitoma no, nanso wannye.

5 Ɛnna Ester frɛɛ Hatak, ɔhene mpiafoɔ no mu baako a wayi no sɛ ɔnsom no no, na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn, na wahunu adekodeɛ ne deɛ ɛfiri soɔ.

6 Na Hatak firii adi kɔɔ Mordekai nkyɛn, kuro no mpraeɛ a ɛda ɔhene ponkɛseɛ anim no so.

7 Na Mordekai kaa no deɛ ato no no nyinaa ne dwetɛ dodoɔ a Haman aka sɛ Yudafoɔ no nti ɔbɛkari agu ɔhene akoradeɛ mu sɛ wɔnsɛe wɔn no.

8 Na Mordekai de mmara a wɔhyɛɛ no wɔ Susa sɛ wɔnsɛe wɔn no atwerɛ nhwɛsoɔ maa no, sɛ ɔmma Ester nhunu, na ɔnka nkyerɛ no, na ɔnhyɛ no sɛ ɔnkɔ ɔhene nkyɛn nkɔkoto nsrɛ no, na ɔnsrɛ wɔ n’anim mma ne man.

Wɔsrɛ Ester hɔ mmoa

9 Na Hatak ba bɛkaa Mordekai nsɛm no kyerɛɛ Ester.

10 Ɛnna Ester ka kyerɛɛ Hatak na ɔsomaa no Mordekai nkyɛn sɛ,

11 ɔnkɔka nkyerɛ no sɛ, ɔhene nkoa nyinaa ne ɔhene nsase so nkurɔfoɔ nim sɛ, ɔbarima anaa ɔbaa biara a ɔba ɔhene nkyɛn, emu fam abannwa soɔ a wɔmfrɛɛ no no, ne mmara baako pɛ na ɛwɔ hɔ, ɛne sɛ wɔku no, gye deɛ ɔhene bɛtene sika ahempoma akyerɛ no sɛ ɔntena aseɛ no. Nso adaduasa ni, wɔmfrɛɛ me sɛ menkɔ ɔhene nkyɛn.

12 Na wɔkɔkaa Ester nsɛm no kyerɛɛ Mordekai.

13 Na Mordekai kaa sɛ wɔnkɔbua Ester sɛ: Nsusu sɛ wobɛfiri mu afi wɔ ahemfie, Yudafoɔ nyinaa mu;

14 na mmom sɛ womua w’ano berɛ yi mu a, ɛnneɛ mmoa ne ɔgyeɛ bɛsɔre afiri baabi ama Yudafoɔ, na wo ne w’agya fie deɛ, mobɛsɛe; na hwan na ɔnim sɛ ɛberɛ a ɛte sɛɛ yi nti na wo nsa aka ahennie no?

15 Ɛnna Ester kaa sɛ wɔnkɔbua Mordekai sɛ:

16 Kɔhyia Yudafoɔ a wɔhu wɔn Susa nyinaa boa ano, na me nti monni mmuada, na monnnidi na monnnom nnansa anadwo ne awia. Me nso, me ne me mmaawa bɛdi mmuada saa ara, na mede saa makɔ ɔhene nkyɛn a ɛnnam mmara soɔ; na sɛ meyera a, mayera.

17 Na Mordekai sane kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Ester hyɛɛ no no nyinaa.

Mordekai mpaebɔ

18 Afei ɔbɔɔ Awurade mpaeɛ, na ɔkaakae Awurade nnwuma nyinaa.

19 Ɔkaa sɛ: O Awurade, Awurade, wo na wodi nnoɔma nyinaa so Hene,

ɛfiri sɛ wiase nyinaa hyɛ wo tumi no ase,

obiara nni hɔ a ɔbɛtumi asɔre atia wo,

ɛberɛ a ɛyɛ wo pɛ sɛ wogye Israel,

20-21 ɛsiane sɛ wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase

ne anwanwadeɛ a ɛwɔ wi yi ase nyinaa.

Wone nnipa nyinaa Awurade,

na obiara nni hɔ a ɔtumi sianka wo.

22-23 O Awurade, wo na wonim ade nyinaa,

sɛ ɛnyɛ aniɛden anaasɛ ahantan

anaasɛ animuonyampɛ nti na meyɛɛ yei,

sɛ mankoto saa ɔhantanni Haman yi;

ɛsiane sɛ, na anka mɛpɛ sɛ

mɛfe ne nan ase de agye Israel!

24 Nanso meyɛɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ

na memmma nnipa animuonyam nsene Onyankopɔn animuonyam,

na merenkoto obiara ka wo a woyɛ m’Awurade no ho,

na menyɛ yei wɔ ahantan mu.

25 Afei deɛ, O Awurade Nyankopɔn ne Ɔhene,

Abraham Nyankopɔn, gye wo nkurɔfoɔ;

ɛfiri sɛ yɛn atamfoɔ de wɔn ani asi yɛn so,

sɛ wɔbɛtɔre yɛn ase,

na wɔpɛ sɛ agyapadeɛ a ayɛ wo deɛ firi mfitiaseɛ no.

26 Nyi w’ani nhunta wo kyɛfa a wogye firii Misraim de maa wo ho no.

27 Tie me mpaebɔ, na hu w’agyapadeɛ mmɔbɔ;

na dane yɛn su yɛ no apontoɔ,

na yɛatena ase na yɛato dwom ayi wo din no ayɛ,

O Awurade; nsɛe wɔn a wɔyi wo ayɛ no ano.

28 Na Israel sui kɛse, ɛfiri sɛ wɔn wuo gyinagyina wɔn ani so.

Ester mpaebɔ

29-32 Ɛnna Ɔhemmaa Ester a suro kɛseɛ ahyɛ no ma no dwane kɔɔ Awurade nkyɛn. Ɔyii n’atadeɛ fɛfɛ no na ɔfiraa amanehunu ne ayiyɛ ntoma, na sɛ anka ɔde aduhwam aboɔden bɛyɛ ne ho no, mmom ɔde nso ne agyanan sraa ne tirim, na ɔbrɛɛ ne nipadua ase koraa; nipadua no baabiara a na ɔdɔ no, ɔde ne nwi a ayɛ tantantan no kataa hɔ. Na ɔbɔɔ Awurade, Israel Nyankopɔn no mpaeɛ, na ɔkaa sɛ:

33 O m’Awurade, wo nko ara ne yɛn hene;

boa me a aka me nko ara, na menni ɔboafoɔ biara ka wo ho,

ɛfiri sɛ m’amanehunu wɔ me nsam.

34-35 Ɛfiri berɛ a wɔwoo me,

mate afiri ɔman a m’abusua firi mu no sɛ,

wo, O Awurade, woyii Israel firii amanaman mu,

ne yɛn nananom firii wɔn akanefoɔ no nyinaa mu,

sɛ daa agyapadeɛ,

na woyɛɛ nnoɔma a wohyɛɛ wɔn ho bɔ no nyinaa.

36-37 Na afei, yɛayɛ w’anim bɔne,

na wadane yɛn ama yɛn atamfoɔ,

ɛfiri sɛ yɛhyɛɛ wɔn anyame no animuonyam.

O Awurade, wone ɔteneneeni!

38 Na afei wɔn bo nnwoee sɛ yɛwɔ nkoasom yaya mu,

na mmom wɔn ne wɔn abosom apam sɛ

wɔde resɛe deɛ wode w’ano aka no,

na wɔasɛe w’agyapadeɛ,

na wɔaka wɔn a wɔyi wo ayɛ no ano atom,

na wɔadum w’afɔrebukyia ne animuonyam a ɛwɔ wo fie no.

39 Wɔbɛbue amanaman ano ama wɔayi abosom huhuo ayɛ,

na ɔhene a ɔwuo no daa nyinaa.

40 “O Awurade, mfa w’ahempoma mma deɛ ɛnni hɔ no;

na ɛmma wɔnnsere wɔ yɛn ahweaseɛ ho;

na mmom dane wɔn nhyehyɛɛ tia wɔn,

na fa deɛ ɔfirii yei aseɛ tiaa yɛn no yɛ nhwɛsoɔ adeɛ.

41 O Awurade, kae;

ma wɔnte wo nka wɔ yɛn ahohia berɛ yi mu,

na ma me akokoɔduro,

O anyame nyinaa mu Hene ne atumfoɔ nyinaa mu Wura!

42 Te m’ano na mentumi nkasa wɔ gyata no anim,

na dane n’akoma ma ɔmfa ntane onipa a ɔne yɛn reko no,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔne wɔn a

wɔn ne no yɛ adwene no nyinaa bɛba awieeɛ.

43 Nanso fa wo nsa gye yɛn,

na boa me a mayɛ ankonam,

na menni ɔboafoɔ biara ka wo ho, O Awurade.

44 Wonim nnoɔma nyinaa,

na wonim sɛ metane ɔbɔnefoɔ ahoɔfɛ

na mekyiri momonotoni ne ɔnanani mpa.

Wonim m’ahiadeɛ,

sɛ mekyiri m’ahantan gyinabea nsɛnkyerɛnneɛ,

a ɛne deɛ ɛso me nna a mɛpue abɔntene soɔ no.

Mekyiri no sɛ ntomago fi,

na ɛda a menyɛ hwee no, menhyɛ.

45 Na w’akoa nnidii wɔ Haman pono so da,

na menkɔdidii wɔ ɔhene apontoɔ ase anaasɛ,

menkɔnomm nsa a wɔde ayi apaeɛ no bi da.

46 Wo nkoa nyaa anigyeɛ firi ɛda a wɔde me baa ha de bɛsi seesei,

gye wo nko ara, O Awurade, Abraham Nyankopɔn.

47 O Onyankopɔn, wo a wo tumi boro obiara so,

tie amanehunufoɔ nne,

na gye yɛn firi amumuyɛfoɔ nsam.

Na gye me firi deɛ mesuro mu!

Categories
He Ester

He Ester 5

Ester kɔ Ɔhene anim

1-4 Na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no, ɛberɛ a ɔwiee ne mpaebɔ no, ɔyii ntadeɛ a na ɛhyɛ no a ɔde someeɛ no, na ɔde atadeɛ ɛyɛ fɛ siesiee ne ho. Enti ɔsiesiee ne ho sɛ ɔhemmaa, ɛberɛ a ɔfrɛɛ Onyankopɔn ne Agyenkwa a ɔhu biribiara no sɛ ɔmmɛboa no no, ɔfaa ne mmaawa mmienu kaa ne ho; ɔtweree ɔbaako de nyaa mmoa, na berɛ korɔ no ara mu nso na deɛ ɔka ho no kura n’atadeɛ ntoasoɔ no mu.

5 Ahoɔfɛ mapa maa no hyerɛnn, na n’ani agye sɛdeɛ n’ahoɔfɛ teɛ no, nanso n’akoma deɛ, na ehu ahyɛ ma.

6 Ɛberɛ a ɔtwaam faa apono no nyinaa mu wieeɛ no, ɔbɛgyinaa ɔhene anim. Na ɔhene te n’ahennwa so de n’ahentadeɛ nyinaa ahyehyɛ ne ho, na sika ne aboɔden aboɔ akata ne ho. Na n’akoma tuu kɛse pa ara.

7 Ɔrepagya n’ani no, ahoɔfɛ no twaa n’ani so yerɛ, na ɔhunuu abufuo kɛseɛ wɔ Ester anim. Ɔhemmaa no hinhimee na ɔtwa hwee abaawa a na ɔdi n’anim no tiri so.

8 Afei Onyankopɔn sesaa ɔhene no honhom yɛɛ no deɛ ɛdwoɔ, na ne yam hyehyee no, na ɔsɔre firii n’ahennwa so sɔɔ ne mu too ne nsa so, kɔsii sɛ n’ani so tetee no. Ɔhene de nsɛm a ɛyɛ dɛ kyekyee ne werɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:

9-10 “Ester, ɛdeɛn asɛm a? Meyɛ wo kunu. Nya akokoɔduro; Worenwu, ɛfiri sɛ yɛn mmara no di yɛn nkoa no nko ara so. Twe bɛn.

11-12 Afei ɔmaa sika ahempoma no so na ɔde kaa ne kɔn; ɔyɛɛ no atuu, na ɔkaa sɛ, ka kyerɛ me ɛ.

13-14 Ester ka kyerɛɛ no sɛ: Mehunuu wo sɛ Onyankopɔn bɔfoɔ, na ehu nti, m’akoma tui wɔ w’animuonyam no ho. Na wo ho yɛ nwanwa sɛ, me wura, n’adom ahyɛ w’anim ma.

15-16 Na ɔgu so rekasa no, ɔtwa hwe tɔɔ fam. Afei ɔhene no ho popoeɛ, na n’asomfoɔ no nyinaa bɔɔ mmɔden kyekyee Ester werɛ.

17 Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ, Ɔhemmaa Ester? Na ɛdeɛn na worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔde bɛma wo.

18 Na Ester se: Sɛ ɔhene pɛ a, ma ɔhene ne Haman mmra ɛpono a mereto ama ɔhene no ase nnɛ.

19 Na ɔhene no kaa sɛ: Monyɛ ntɛm mma Haman mmra, na wɔnyɛ deɛ Ester aka no. Na ɔhene no ne Haman baa ɛpono a Ester atoɔ no ase.

20 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ester apontoɔ no ase sɛ: Ɛdeɛn ne w’adesrɛ na wɔmma wo? Na ɛdeɛn ne w’adeɛ a worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔbɛyɛ.

21 Na Ester buaa sɛ: Deɛ mesrɛ na merehwehwɛ ne sɛ, sɛ m’anim aba nyam ɔhene anim, na sɛ ɔhene pɛ sɛ ɔbɛma adeɛ a meresrɛ na wɔyɛ deɛ merehwehwɛ no a, ɔhene ne Haman mmra ɛpono a merebɛto wɔn no ase.

22 Na ɔkyena mɛyɛ sɛdeɛ ɔhene aka no.

Haman pɛ sɛ ɔkum Mordekai

23 Ɛnna da no Haman de anigyeɛ ne akoma pa firii adie, na Haman hunuu Mordekai ɔhene ponkɛseɛ no mu sɛ wansɔre na wanka ne ho koraa n’anim no, ne bo fuu Mordekai sɛ.

24 Nanso Haman sii ne ho so, na ɔsii mu kɔɔ ne fie. Na ɔsoma maa wɔkɔfrɛfrɛɛ n’adɔfoɔ ne ne yere Seres bae.

25 Na Haman kaa wɔn n’ahonya animuonyam ne ne mma dodoɔ ne kɛseɛ a ɔhene ayɛ no nyinaa ne sɛdeɛ wama no so asene mmapɔmma ne ɔhene nkoa no nyinaa,

26 na Haman kaa sɛ: Nso Ɔhemmaa Ester amma obiara ne ɔhene amma ɛpono a ɔtoeɛ no ase gye me nko ara, na ɔkyena nso wɔahyia me ne ɔhene rekɔ ne nkyɛn.

27 Nso yei nyinaa nnɔɔso mma me berɛ a mehunu Yudani Mordekai no sɛ ɔte ɔhene ponkɛseɛ mu yi.

28 Ɛnna ne yere Seres ne n’adɔfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma wɔnyɛ dua a ne tentene yɛ basafa aduonu nnum, na ɔkyena anɔpa ka kyerɛ ɔhene, na wɔnsɛne Mordekai wɔ so, na wo ne ɔhene nkɔ apontoɔ no ase anigyeɛ mu. Na asɛm no sɔɔ Haman ani, na ɔmaa wɔyɛɛ dua no.

Categories
He Ester

He Ester 6

Wɔhyɛ Haman sɛ ɔnni Mordekai ni

1 Anadwo no ɔhene anna, na ɔkaa sɛ wɔmfa berɛsosɛm nkaeɛ nwoma no mmra. Na wɔbɛkenkann no ɔhene anim.

2 Na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ Mordekai na ɔbɛkaa Bigtana ne Teres, ɔhene mpiafoɔ baanu a wɔhwɛ ɛpono ano a wɔpɛɛ sɛ wɔkum Ɔhene Akas-weros no ho asɛm no.

3 Ɛnna ɔhene no kaa sɛ: Anidie bɛn na wɔadi Mordekai, na dibea bɛn na woama no yei ho? Na ɔhene mmeranteɛ a wɔsom no no kaa sɛ: Wɔnyɛɛ hwee mmaa no.

4 Na ɔhene kaa sɛ: Hwan na ɔwɔ abannwa no soɔ? Nso na Haman aba ahemfie akyiri abannwa no so sɛ ɔrebɛka akyerɛ ɔhene na wɔasɛne Mordekai dua a wasi ama no no so.

5 Ɛnna ɔhene asomfo no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Haman gyina abannwa no so. Na ɔhene no se: Ɔmmra!

6 Na Haman baa mu. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔnyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no? Na Haman see no n’akoma mu sɛ: Hwan bio mpo na ɔwɔ ka me ho a ɔhene pɛ sɛ ɔdi no ni sene me ara?

7 Na Haman ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Onipa a ɔhene pɛ no anidie no,

8 ma wɔmfa ahennie atadeɛ a ɔhene hyɛ no mmra, ne ɔpɔnkɔ a ɔhene tena ne soɔ a wɔde ahennie abotire bɔ ne tire no,

9 na wɔmfa atadeɛ no ne ɔpɔnkɔ no nhyɛ ɔhene mmapɔmma akɛseɛ no mu bi nsa, na wɔmfa nhyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no, na wɔmma no ntena ɔpɔnkɔ no so mfa kuro no abɔntene so, na wɔmpae nni n’anim sɛ: Sei na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no!

10 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: Ka wo ho kɔfa atadeɛ ne ɔpɔnkɔ no, sɛdeɛ woaka no, na yɛ saa ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene ponkɛseɛ mu no. Nnya deɛ woaka no nyinaa mu biara.

11 Na Haman faa atadeɛ no ne ɔpɔnkɔ no, na ɔde hyɛɛ Mordekai, na ɔde no tenaa ɔpɔnkɔ no so de no faa kuro no abɔntene no so, na ɔpae dii n’anim sɛ: Sei na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no!

12 Na Mordekai sane baa ɔhene ponkɛseɛ no mu, na Haman yɛɛ ntɛm de abooboodie kɔɔ ne fie, wɔ animguaseɛ mu.

13 Na Haman kaa deɛ ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres ne n’adɔfoɔ no nyinaa; na n’anyansafoɔ ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Mordekai a woafiri aseɛ rehwe ase n’anim yi firi Yudafoɔ asefoɔ mu a, worentumi no, na mmom ase na wobɛhwe n’anim.

14 Na wɔne no da so rekasa no, ɔhene mpiafoɔ no ba bɛfaa Haman ntɛm so de no kɔɔ ɛpono a Ester atoɔ no ase.

Categories
He Ester

He Ester 7

Wɔsɛne Haman

1 Na ɔhene ne Haman baa sɛ wɔne Ɔhemmaa Ester rebɛnom nsa.

2 Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛtɔ so mmienu no mu nso apontoɔ no ase sɛ: Ɛdeɛn ne w’adesrɛ, Ɔhemmaa Ester, na wɔmma wo, na ɛdeɛn ne w’adeɛ a worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔbɛyɛ.

3 Ɛnna Ɔhemmaa Ester buaa sɛ: Ɔhene, sɛ m’anim aba nyam wɔ w’anim, na sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔmfa me nkwa nkyɛ me sɛ m’adeɛ a meresrɛ, ne me manfoɔ deɛ sɛ m’adeɛ a merehwehwɛ,

4 na wɔatɔn yɛn, me ne me man, sɛ wɔnsɛe yɛn nkunkum yɛn nnwerɛ yɛn. Na sɛ wɔretontɔn yɛn ayɛ nkoa ne mfenaa a, anka mɛyɛ komm, nanso ɔtamfo no ntumi nhyɛ ɔhene adeɛ a ɛbɛsɛeɛ no ananmu.

5 Ɛnna Ɔhene Akas-weros bisaa Ɔhemmaa Ester sɛ: Hwan ne no na ɛhe na ɔwɔ, na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ saa no?

6 Na Ester se: Onipa ɔhohiahiafoɔ ne ɔtamfo no ne saa Haman otirimuɔdenfoɔ yi. Ɛnna nketenkete kutaa Haman ɔhene ne ɔhemmaa no anim.

7 Na ɔhene no sɔree n’abufuo no mu firii nsa pono no ho kɔɔ ahemfie turo no mu. Na Haman sɔre gyinaa sɛ ɔrepa Ɔhemmaa Ester ne nkwa ho kyɛw, ɛfiri sɛ na wahunu sɛ ɔhene no abɔ ne ho pɔbɔne.

8 Na ɔhene no sane firii ahemfie turo no mu baa nsa pono no ase, na Haman ahwe nnaeɛ a Ester wɔ soɔ no so. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔrebɛhyɛ ɔhemmaa ne no ada mpo m’anim wɔ me ara me fie ha nso? Asɛm no firii ɔhene anomu ara pɛ, na wɔkataa Haman ani.

9 Na Harbona, mpiafoɔ no mu baako, kaa no ɔhene no anim sɛ: Hwɛ, dua a Haman ayɛ ama Mordekai a ɔkaa ɔhene ho asɛmpa no si Haman fie, ne tentene yɛ basafa aduonu nnum. Na ɔhene no se: Monkɔsɛne no wɔ so.

10 Na wɔsɛnee Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuo ano dwoe.

Categories
He Ester

He Ester 8

Wɔma Mordekai so

1 Da no ara na Ɔhene Akas-weros de Haman, Yudafoɔ tamfo no, fie maa Ɔhemmaa Ester. Na Mordekai baa ɔhene no anim, ɛfiri sɛ na Ester aka sɛdeɛ ɔne no ntam teɛ no.

2 Na ɔhene no yii ne pɛtea a ɔgyee no Haman nsam no de maa Mordekai. Na Ester de Mordekai sii Haman fie so.

3 Na Ester kasaa bio ɔhene anim, na ɔhwee ne nan ase, na ɔsu koto srɛɛ no sɛ, ɔnyi Agagni Haman bɔne ne n’adwene a ɔdwenee Yudafoɔ ho no.

4 Na ɔhene tenee sika ahempoma no kyerɛɛ Ester. Ɛnna Ester sɔre gyinaa ɔhene no anim,

5 na ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene pɛ na sɛ m’anim aba nyam n’anim, na asɛm no tene ɔhene anim, na me nso mesɔ n’ani a, ma wɔntwerɛ nkɔtwa nwoma a Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba dwenee ho na ɔtwerɛɛ sɛ ɔde rekɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ ɔhene nsase nyinaa soɔ no mu,

6 na mɛyɛ dɛn na matumi ahwɛ bɔne a ɛbɛto me manfoɔ no? Na mɛyɛ dɛn na matumi mahwɛ m’abusuafoɔ sɛeɛ?

7 Ɛnna Ɔhene Akas-weros ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester ne Yudani Mordekai sɛ: Hwɛ, mede Haman fie mama Ester, na ɔno nso wɔasɛne no dua no so, sɛ anka ɔde ne nsa reka Yudafoɔ no nti.

8 Na mo ara montwerɛ Yudafoɔ no ho sɛdeɛ mopɛ wɔ ɔhene din mu, na momfa ɔhene pɛtea nsɔ ano, ɛfiri sɛ atwerɛ a wɔatwerɛ no ɔhene din mu na wɔde ɔhene pɛtea asɔ ano no, wɔntumi nnane ani.

Ɔhene no gye Yudafoɔ nkwa

9 Ɛnna wɔfrɛfrɛɛ ɔhene Atwerɛfoɔ berɛ no mu, bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa a ɛne bosome Siwanno da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no soɔ, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ Mordekai hyɛeɛ no nyinaa kɔmaa Yudafoɔ no ne amradofoɔ akɛseɛ ne nketewa no, ne nsase no so mmapɔmma no, de firi India kɔsi Etiopia, nsase ahodoɔ ɔha aduonu nson, asase biara sɛdeɛ n’atwerɛ teɛ ne ɔman biara sɛdeɛ ne kasa teɛ, ne Yudafoɔ nso sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn kasa teɛ.

10 Na ɔde Ɔhene Akas-weros din na ɛtwerɛeɛ, na ɔde ɔhene pɛtea sɔɔ ano, na ɔde nwoma no somasomaa awɛmfoɔ a wɔtete apɔnkɔ soɔ ne mfunumupɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare a wɔyɛ apɔnkɔbere mfrafraeɛ mma so.

11 Emu na ɔhene maa Yudafoɔ a wɔwɔ kuro biara so kwan sɛ wɔmmoaboa wɔn ano nhyia, na wɔn nkwa nti, wɔnnyina hɔ, na wɔnsɛe na wɔnkum na wɔnnwerɛ ɛdɔm ne ɔman ne mantam biara a ɛhiahia wɔn ho, mmɔfra ne mmaa nso, sɛ wɔbɛfom wɔn nnoɔma,

12 da koro, Ɔhene Akas-weros nsase no nyinaa so, bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa so.

Artasasta hyɛ mmara

13 Deɛ ɛdidisoɔ yi yɛ krataa no nhwɛsoɔ:

14 “Ɔhene Kɛseɛ no, Artasasta, twerɛ kɔ ma amradofoɔ a wɔwɔ ɛfiri India de kɔsi Etiopia amantam ɔha ne aduonu nson mu, ne wɔn a wɔdi nokorɛ ma aban no, mekyea mo.

15 “Nnipa bebree na mprɛ dodoɔ a wɔn adomfoɔ de adɔeɛ bɛdi wɔn ni no, na ahantan ara na wɔkɔ so ara yɛ, na ɛnyɛ bɔne nko na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ atia yɛn man mufoɔ, na mmom sɛ wɔbɛsi wɔn yiedie ho kwan, mpo wɔbɔ pɔ de tia wɔn ankasa wɔn adomfoɔ.

16 Ɛnyɛ aseda nko na wɔgye firi afoforɔ hɔ, na mmom, wɔnam wɔn a wɔnnim papayɛ ho hwee no so, mpo wɔdwen sɛ wɔbɛdwane afiri Onyankopɔn a ɔkyiri bɔne na daa nyinaa ɔhunu biribiara no n’atemmuo no.

17 Na mpɛn pii no, wɔn a wɔde wɔn asisi tumi dibea no, wɔmma asodie bɛda wɔn so wɔ wɔn mogya a ɛdi bem a wɔka guo no ho. Na wɔnam nnamfonom a wɔde ɔman no amammuo ahyɛ wɔn nsa no nnaadaa so de wɔn ho kaa nnipa a wɔde mmusudeɛ a wɔntumi nsi ano kwan baeɛ no ho,

18 wɔ ɛberɛ a saa nnipa yi nam wɔn suban bɔne nnaadaa kwan so sɛee ahemfonom adɔeɛ no.

19 Deɛ wɔde amumuyɛ so ayɛ a ɛfiri awudisɛm nneyɛɛ a wɔn a wɔdi tumi ɛmfata wɔn no, wɔtumi hunu, ɛnyɛ tete nsɛm a wɔatwerɛ ato hɔ no mu, na mmom nsɛm a wɔahwehwɛ mu a ɛbɛn wɔn no.

20 Daakye yɛbɛhwɛ yie na yɛabu yɛn ahennie no dwoodwoo ne asomdwoeɛ mu de ama nnipa nyinaa,

21 sɛ yɛbɛsesa yɛn akwan na deɛ daa wɔde ba yɛn anim no, yɛde atɛntenenee abua.

22 Ɛfiri sɛ Hamedata ba Haman a ɔfiri Makedonia (a nokorɛ mu no ɔyɛ ɔhɔhoɔ wɔ Persia mogya mu na ɔnni yɛn ayamyie su no bi), na wabɛyɛ yɛn hɔhoɔ yi,

23 wanya adɔeɛ mu a yɛde ma aman nyinaa no bi a wɔfrɛ no yɛn agya na nnipa nyinaa kɔ so ara bɔ wɔn mu ase ma no sɛ adehyeɛ adwa no abadiakyire.

24 Nanso, ɔntumi nhyɛ n’ahantan soɔ no nti, wayɛ ne sɛ ɔbɛgye yɛn ahennie ne yɛn nkwa afiri yɛn nsam,

25 ɔde nkontompo ne nnaadaa bisaa sɛ wɔnku Modekai, yɛn gyefoɔ ne yɛn domfoɔ wɔ ɛberɛ biara no, ne Ester yɛn ahemman no mu fafafoɔ a mfomsoɔ nni ne ho no, a wɔn man mufoɔ nyinaa ka ho bi.

26 Ɔdwene sɛ ɔnam saa akwan yi so bɛkye yɛn a yɛn ani nna yɛn ho so na wadane Persiafoɔ ahennie no de ama Makedoniafoɔ no.

27 “Nanso yɛhu sɛ Yudafoɔ a onipa a wɔadome no mprɛnsa yi ahyɛ sɛ wɔpepa wɔn mfiri hɔ no, wɔnyɛ nnipa bɔnefoɔ, na mmom mmara a ɛtene paa no na wɔde bu wɔn man

28 na wɔyɛ Onyankopɔn teasefoɔ no, ɔsorosoroni no, deɛ ɔwɔ tumi paa no, ne mma. Ɔno ne deɛ wakyerɛkyerɛ ahennie no ho akwan ama yɛn ne yɛn nananom, wɔ nhyehyɛɛ a ɛkyɛn soɔ pa ara.

29 “Enti, mobɛbɔ mmɔden sɛ monkunkum sɛdeɛ krataa a Hamedata ba Haman twerɛ brɛɛ mo no ka no,

30 ɛfiri sɛ, onipa a ɔyɛɛ saa nnoɔma no no, wɔasɛne no wɔ Susa ɛponkɛseɛ ho, ɔno ne ne fiefoɔ nyinaa, ɛfiri sɛ Onyankopɔn a ɔdi nnoɔma nyinaa soɔ no, ayɛ no ntɛmntɛm de asotwe a ɛfata no no ama no.

31 “Enti ma wɔmfa krataa yi nsɛsoɔ nkɔ ɔman mu baabiara, na ma Yudafoɔ kwan ma wɔmfa wɔn mmara ntena ase.

32 Na ma wɔn banbɔfoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛda a ɛtɔ so dummiɛnsa wɔ bosome dummienu Adar mu no, ɛda no ara, wɔbɛtumi atwitwa agye wɔn ho, wɔ wɔn a wɔbɛsɔre atia wɔn wɔ ɔhyɛ berɛ no mu.

33 Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn a ɔdi nnoɔma nyinaa so hene no, ayɛ ɛda yi sɛ ɛnyɛ anigyeɛ da mma nnipa a wayi wɔn no, sene sɛ ɛbɛyɛ ɔsɛeɛ da ama wɔn.

34 “Enti mode ahosɛpɛ nyinaa bɛdi yei sɛ ɛda a ɛda nso wɔ afahyɛ nna a wɔdie no nyinaa mu,

35 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛnnɛ ne nna a ɛrebɛba no, ɛbɛgyina hɔ ama ɔgyeɛ ama mone Persiafoɔ nokwafoɔ, na mmom sɛ ɛnyɛ ɔsɛe ho nkaeɛ mma wɔn a wɔpam yɛn tiri soɔ no.

36 “Kuro ne ɔman biara, wɔnyi bi mfiri mu, wɔn a wɔanyɛ saa no, abufuhyeɛ mu na wɔde pea ne ogya bɛsɛe wɔn. Ɛnyɛ yɛ na wɔbɛyɛ ama nnipa ntumi mfa so, na mmom ɛbɛyɛ akyiwadeɛ kɛseɛ ama wiram mmoa ne nnomaa ɛberɛ nyinaa mu.”

37 Atwerɛ no nsususoɔ a wɔde kɔhyɛɛ mmara nsase no nyinaa soɔ no ano da hɔ ma amanaman no nyinaa, sɛ Yudafoɔ no nsiesie wɔn ho nsie da no, na wɔntɔ wɔn atamfoɔ so were.

38 Ammirikatufoɔ a wɔtete mmoa a wɔn ho yɛ hare no soɔ no nam ɔhene asɛm so firi kɔe, wɔkaa wɔn ho ntɛmntɛm. Na wɔhyɛɛ mmara no Susa ahenkuro mu.

39 Na Mordekai firii adi firii ɔhene no anim, na ɔhyɛ ahentadeɛ bibiri ne fufuo ne sika abotire bɔ no, ne nwera pa, ne tamkɔkɔɔ atadeɛ hyɛ no yuu. Na Susa kuro no dii ahurisie, na wɔn ani gyeeɛ.

40 Yudafoɔ no nyaa nkwa ne anigyeɛ ne ahosɛpɛ ne anidie.

41 Na asase biara ne kuro biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu soɔ no, anigyeɛ ne ahosɛpɛ baa hɔ maa Yudafoɔ no, apontoɔ ne dapadie mu. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree danedanee wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no ho hu aka wɔn.

Categories
He Ester

He Ester 9

Yudafoɔ nkwagyeɛ ne wɔn aweretɔ

1 Na bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa no a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu sɛ wɔdi soɔ no, da no ara a Yudafoɔ atamfoɔ ani daa so sɛ wɔbɛdi Yudafoɔ so no danee sɛ Yudafoɔ no mmom na wɔdii wɔn atamfoɔ no soɔ,

2 Yudafoɔ no boaboaa wɔn ano hyiaa wɔn nkuro mu, Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa so, sɛ wɔde wɔn nsa bɛgu wɔn a wɔpɛ wɔn bɔne no so. Na obiara annyina wɔn anim, ɛfiri sɛ na wɔn ho hu aka amanaman no nyinaa.

3 Na nsase no so mmapɔmma ne amradofoɔ akɛseɛ ne nkumaa ne wɔn a wɔyɛ ɔhene adwuma no nyinaa boaa Yudafoɔ no, ɛfiri sɛ na Mordekai ho hu aka wɔn.

4 Na Mordekai yɛ onipa kɛseɛ ɔhene no fie, na ne nka hyetaa nsase no nyinaa so, na ɔbarima Mordekai no kɔɔ so ara wɔ tumi mu.

5 Na Yudafoɔ no de afena ano ne okum ne ɔsɛeɛ kaa wɔn atamfoɔ nyinaa, na wɔyɛɛ wɔn atamfoɔ no sɛdeɛ wɔpɛ.

6 Na Susa ahenkuro no mu no, Yudafoɔ no kumm na wɔsɛee mmarima ahanum.

7 Na Parsandata, Dalfon, Aspata,

8 Porata, Adalia, Aridata,

9 Parmasta, Arisai, Aridai ne Waisata,

10 Yudafoɔ hohiahiafoɔ Hamedata ba Haman ne mmammarima du no nso, wɔkunkumm wɔn, na fomfa adeɛ no deɛ, wɔamfa wɔn nsa anka.

11 Da no ara nnipa a wɔkunkumm wɔn Susa ahenkuro mu no dodoɔ bɛduruu ɔhene no asomu.

12 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Ɔhemmaa Ester sɛ: Susa ahenkuro mu na Yudafoɔ akunkum na wɔasɛe mmarima ahanum ne Haman mmammarima du no, na ɛdeɛn na wɔayɛ ɔhene nsase a aka no soɔ? Nanso ɛdeɛn ne deɛ wosrɛ na wɔmma wo, na ɛdeɛn ne deɛ woda so repɛ na wɔnyɛ?

13 Na Ester se: Sɛ ɔhene pɛ a, ma wɔnnya Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no kwan nso ɔkyena, na wɔnyɛ sɛdeɛ ɛnnɛ mmara no teɛ, na Haman mma du no, wɔnsensɛne wɔn dua no so.

14 Na ɔhene no kaa sɛ wɔnyɛ saa, na wɔhyɛɛ mmara no wɔ Susa, na wɔsensɛnee Haman mmammarima du no.

15 Na Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no boaboaa wɔn ano bosome Adar da a ɛtɔ so dunan no soɔ nso, na wɔkunkumm mmarima ahasa Susa. Na fomfa adeɛ no deɛ, wɔamfa wɔn nsa anka.

16 Na Yudafoɔ no nkaeɛ a wɔwɔ ɔhene no nsase no soɔ no nso boaboaa wɔn ano hyiae, na wɔperee wɔn nkwa, na wɔnyaa wɔn atamfoɔ ho asomdwoeɛ, na wɔkunkumm wɔn atamfoɔ no mu nnipa mpemaduɔson nnum, na fomfa adeɛ no deɛ, wɔamfa wɔn nsa anka,

17 bosome Adar da a ɛtɔ so dummiɛnsa mu, na wɔnyaa ɔhome, ne da a ɛtɔ so dunan no so. Na wɔde yɛɛ apontoɔ ne anigyeɛ da.

18 Na Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no boaboaa wɔn ano, ne da a ɛtɔ so dummiɛnsa ne ne da a ɛtɔ so dunan so, na wɔhomee ne da a ɛtɔ so dunum mu, na wɔde yɛɛ apontoɔ ne anigyeɛ da.

19 Enti Yudafoɔ a wɔwɔ nkuraaseɛ no, wɔn a wɔtete nkuro a ɛho nni afasuo mu no de bosome Adar da a ɛtɔ so dunan no yɛ anigyeɛ ne apontoɔ da ne dapa a wɔde nnoɔma mema wɔn ho wɔn ho.19aNa wɔn a wɔtete nkuro akɛseɛ mu no deɛ, wɔdi wɔn deɛ wɔ bosome Ada ne da a ɛtɔ so dunum no mu.

Wɔhyɛ Purim afahyɛ ase

20 Na Mordekai twerɛɛ nsɛm yi, na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔmaa Yudafoɔ a wɔwɔ Ɔhene Akas-weros nsase nyinaa soɔ no nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no,

21 sɛ wɔmma yei ntim wɔn tirim sɛ wɔbɛdi bosome Adar da a ɛtɔ so dunan, ne ne da a ɛtɔ so dunum no daa afe,

22 sɛ nna a Yudafoɔ nyaa mu home firii wɔn atamfoɔ nsam, ne bosome a ɛdanee wɔn firii awerɛhoɔ mu kɔɔ anigyeɛ mu, na ɛfirii abooboodie mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontoɔ ne anigyeɛ ne ɔyɔnkoɔ ne yɔnko adiama ne ahiafoɔ adekyɛ nna.

23 Na Yudafoɔ no sɔɔ deɛ wɔafiri aseɛ reyɛ ne deɛ Mordekai twerɛ brɛɛ wɔn no mu,

24 sɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba, Yudafoɔ no nyinaa tamfo no, dwenee Yudafoɔ no ho sɛ ɔbɛsɛe wɔn, na ɔtwee Pur, ɛne ntonto, sɛ ɔbɛdwerɛ wɔn na wasɛe wɔn,

25 na Ester baa ɔhene anim no, ɔkaa no nwoma no mu, sɛ Haman adwemmɔne a ɔdwenee no Yudafoɔ ho no nsane mmɛbua n’atifi, na wɔnsɛne no ne ne mma dua no so.

26 Enti wɔfrɛɛ nna yi Purim, sɛdeɛ Pur din no teɛ. Enti nso, nwoma yi mu nsɛm no nyinaa ne deɛ wɔhunuu no asɛm yi mu ne deɛ ɛtɔɔ wɔn soɔ no nti,

27 Yudafoɔ no maa no timii, na wɔde too wɔn ho ne wɔn asefoɔ ne wɔn a wɔde wɔn ho bɛbataa wɔn ho nyinaa so, sɛ wɔmmma nna yi mmienu nntwa mu a wɔrenni no sɛdeɛ wɔn atwerɛ ne wɔn berɛ a wɔahyɛ no daa afe nyinaa no teɛ.

28 Na wɔnkae nna yi, na wɔnni no awoɔ ntoatoasoɔ, mmusua, nsase ne nkuro nyinaa so, na Purim nna yi nntwa Yudafoɔ no tiri so, na ne nkaeɛ nso to nntwa wɔn asefoɔ mu.

29 Na Ɔhemmaa Ester a ɔyɛ Abihail ba no ne Yudani Mordekai de tumi nyinaa twerɛe, sɛ wɔbɛma Purim nwoma a ɛtɔ so mmienu yi atim.

30 Na ɔsoma maa wɔde nwoma kɔmaa Yudafoɔ nyinaa wɔ Ɔhene Akas-weros ahennie nsase ɔha aduonu nson no so, ɔmannwoeɛ ne nokorɛdie nsɛm,

31 sɛ wɔde rema Purim nna yi atim, ne berɛ a wɔahyɛ no mu, sɛdeɛ Yudani Mordekai ne Ɔhemmaa Ester ahyɛ wɔ wɔn mu no, ne sɛdeɛ wɔama mmuadadie ne wɔn sufrɛ nsɛm no atim, wɔn kra ne wɔn asefoɔ mu no.

32 Na Ɔhemmaa Ester mmara na ɛtintimm Purim no ho nneyɛɛ nyinaa; na wɔatwerɛ ne nyinaa nso.

Categories
He Ester

He Ester 10

Mordekai kɛseyɛ

1 Na Ɔhene Akas-weros de apeatoɔ too asase no ne mpoano aman no so.

2 Na ne tumi ne ne mmaninyɛ nneyɛɛ ne Mordekai kɛseɛ a ɔhene no maa no yɛeɛ no ho nsɛm no, wɔantwerɛ no Media ne Persia Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?

3 Na Yudani Mordekai no ne deɛ ɔdi Ɔhene Akas-weros akyire wɔ tumi mu. Yudafoɔ no mu nso ɔyɛ onipa kɛseɛ, na ne nuanom dodoɔ no pɛɛ n’asɛm. Ɔhwehwɛɛ papa maa ne man, na ɔkaa asomdwoeɛsɛm maa n’asefoɔ nyinaa.

Modekai daeɛ ba mu

4 Na Modekai kaa sɛ: Nsɛm yi firi Onyankopɔn hɔ na ɛbaeɛ;

5 na makae daeɛ a mesoe faa nsɛm yi ho, na emu biara nni hɔ a amma mu.

6 Na nsuo ani bi wɔ hɔ a ɛbɛyɛɛ asubɔnten, na hann ne owia ne nsuo pii, na asubɔnten no ne Ester, deɛ ɔhene waree no no na ɔyɛɛ no ɔhemmaa no.

7 Ɔtweaseɛ mmienu no ne Haman ne m’ankasa.

8 Aman no ne wɔn a wɔboaboaa wɔn ho sɛ wɔrekɔsɛe Yudafoɔ no.

9 Na me man, yei ne Israel, deɛ ɔsui frɛɛ Onyankopɔn na wɔgyee no no. Awurade agye ne nkurɔfoɔ; na Awurade agye yɛn afiri saa mmusuo yi nyinaa mu; Onyankopɔn ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ne anwanwadeɛ, anwanwadeɛ a ebi nsii pɛn wɔ amanaman no mu.

10 Ɛnam saa botae yi so na ɔyɛɛ kyɛfa mmienu, baako yɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ dea, na ɔbaako yɛ amanaman no dea,

11 na saa kyɛfa mmienu yi baa dɔn ne ɛberɛ ne ɛda a wɔsii agyinaeɛ wɔ Onyankopɔn ne amanaman no nyinaa anim.

12 Na Onyankopɔn kaee ne nkurɔfoɔ, na ɔbuu n’agyapadeɛ bem.

13 Enti, wɔbɛdi saa nna yi wɔ bosome Adar mu, bosome ne nna a ɛtɔ so dunan ne dunum no mu, na wɔde ɛdɔm ne ahosɛpɛ ne anigyeɛ ne ahosan aba Onyankopɔn anim, ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ baako kɔ awoɔ ntoatoasoɔ baako so wɔ ne nkurɔfoɔ Israel mu.

Nsɔsoɔ

14 Afe a ɛtɔ so nnan wɔ Ptolemi ne Kleopatra ahennie mu no, Dositeus a, ɔka si no pi sɛ ɔyɛ ɔsɔfoɔ ne Lewini no, ɔne ne ba Ptolemi de saa Purim Nwoma yi baa Misraim sɛ ɛyɛ nwoma mapa, na ɛyɛ Ptolemi ba Lisimakus a ɔyɛ wɔn a wɔte Yerusalem no mu baako no na ɔkyerɛɛ aseɛ.