Categories
Hagai

Hagai 1

AWURADE asɔrefie no sie

1 Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa Yuda Amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne Ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ:

2 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɔman yi ka sɛ: Ɛnya nnuruu berɛ a wɔde bɛsi AWURADE fie no.

3 Na AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa sɛ:

4 Mo deɛ, ɛberɛ aduru ama mo sɛ motete mo adan a wɔaduradura mu mu, wɔ berɛ a efie yi deɛ, ayɛ dantuo yi?

5 Na afei sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monwenwene sɛdeɛ nnoɔma si rekɔ wɔ mo asetena mu ho yie.

6 Modua pii, nanso ketewa bi na monya firi mu; modidi, nanso mommee, monom nsa, nanso ɛnso mo; mofirafira ntoma, nanso mo ho nyɛ mo hye na ɔpaani apaadeɛ gu fotoɔ a wɔafiti ɛtoɔ mu.

7 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Afei monwenwene mo akwan ho yie,

8 na momforo bepɔ nkɔfa nnua mmra mfa mmɛsi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’animuonyam makyerɛ, AWURADE na ɔseɛ.

9 Mohwɛɛ adeɛ pii kwan, na hwɛ, ayɛ ketewa. Na mode baa efie, na mehuu mu. Ɛdeɛn ntira? Asafo AWURADE asɛm nie. Me fie a ayɛ dantuo ntira, na mo deɛ, motu mmirika kɔ mo afie.

10 Saa nti, mo nti na ɔsoro akame, sɛ ɔbosuo nntɔ, na asase akame ne nnɔbaeɛ.

11 Na mefrɛɛ ɛweɛ baa asase so, mmepɔ so, ayuo so, nsamono so, ngo so, adeɛ a asase de ba so, nnipa so, afieboa so ne nsa ano brɛ adwuma nyinaa so.

12 Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ne ɔman no nkaeɛ no nyinaa tiee AWURADE wɔn Nyankopɔn ne Odiyifoɔ Hagai nsɛm, sɛdeɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroo AWURADE anim.

13 Ɛnna Hagai, AWURADE bɔfoɔ no, bɔɔ AWURADE kaseɛ kyerɛɛ ɔman no sɛ: Medi mo akyi, AWURADE asɛm nie.

14 Na AWURADE kanyann Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no honhom, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfo panin no honhom, ne ɔman no nkaeɛ nyinaa ahonhom, na wɔba bɛyɛɛ adwuma, asafo AWURADE, wɔn Nyankopɔn fie,

15 bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so aduonu nnan no so, Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so mmienu no mu.

Categories
Hagai

Hagai 2

Asɔrefie a ɛtɔ so mmienu no animuonyam

1 Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so aduonu baako no, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa sɛ:

2 Ka kyerɛ Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfo panin no, ne ɔman no nkaeɛ no sɛ:

3 Mo mu hwan na aka a ɔhunuu ɛdan yi n’akane animuonyam no? Na afei mohu no sɛn? Ɛnte sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee, mo ani so?

4 Na afei, hyɛ wo ho den Serubabel, AWURADE asɛm nie, na hyɛ wo ho den, Yehosadak, ba Yosua, ɔsɔfo panin, na monhyɛ mo ho den, asase no so man nyinaa, AWURADE asɛm nie, na monyɛ adwuma no. Na medi mo akyi, asafo AWURADE asɛm nie.

5 Ɛsiane apam a me ne mo pameeɛ berɛ a mofirii Misraim baeɛ no, ɛna me honhom a ɛte mo mu no nti, monnsuro.

6 Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Bio! Aka kumaa sɛ mawoso ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asase pɛsɛɛ,

7 na mɛwoso amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa de w’agyapadeɛ bɛba, na mede animuonyam bɛhyɛ efie yi ma, asafo AWURADE na ɔseɛ.

8 Me na sika ne dwetɛ wɔ me, asafo AWURADE asɛm nie.

9 So na ɛdan yi animuonyam bɛso, akyire yi deɛ no bɛsene kane deɛ no, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛha na mɛma asomdwoeɛ, asafo AWURADE asɛm nie.

Nhyira a ɛbata asɔrefie no ho

10 Bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu nnan, Dario afe a ɛtɔ so mmienu no mu, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa sɛ:

11 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Bisa asɔfoɔ no na wɔmmua asɛmmisa yi sɛ:

12 Hwɛ, sɛ obi kura nam kronkron n’atadeɛ mmuano mu, na ɔde mmuano no kɔka paanoo ne aduane a wɔanoa ne nsa ne ngo ne aduane biara a, ɛbɛyɛ kronkron anaa? Na asɔfoɔ no bua see sɛ: Dabi.

13 Na Hagai bisaa sɛ: Sɛ, efunu nti, deɛ ne ho akum kɔka yeinom biara a, na ɛho akum anaa? Na asɔfoɔ no bua see sɛ: Aane, ɛho akum.

14 Ɛnna Hagai bua see sɛ: Saa na nkurɔfoɔ yi teɛ, na saa na ɔman yi teɛ wɔ m’anim, AWURADE asɛm nie, na saa na wɔn nsa ano adwuma nyinaa ne deɛ wɔde brɛ me hɔ no teɛ: Ɛho akum.

15 Na afei monhwɛ deɛ ɛfiri nnɛ rekorɔ yi ɛbɛba. Wɔnnya mfaa ɔboɔ ntoo ɔboɔ soɔ AWURADE asɔrefie mu,

16 ɛyɛɛ mo deɛn? Obi ba ayukuo susuo adeɛ aduonu ho a, na ɛyɛ du. Obi ba nsa-kyi-amena ho bɛsa nhina aduonum a, na ɛyɛ aduonu.

17 Mede ɔhoɔ ne ɔpoɔ ne asukɔtweaa bɔɔ mo, mo nsa ano adwuma nyinaa, nanso moannane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.

18 Afei monhwɛ mfiri ɛnnɛ da yi de rekorɔ, momfiri bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so aduonu nnan a ɛne da a wɔhyɛɛ AWURADE asɔrefie no aseɛ no nhwɛ.

19 Na aba bi da so wɔ ɛsan so? Bobe ne borɔdɔma ne atoaa aba ne ngodua ɛso anaa? Ɛda yi na mɛfiri aseɛ mahyira mo.

Wɔma Serubabel so

20 Na AWURADE asɛm baa Hagai nkyɛn ne mprenu so, bosome no da a ɛtɔ so aduonu nnan mu sɛ:

21 Ka kyerɛ Yuda amrado, Serubabel sɛ: Merebɛwoso ɔsoro ne asase,

22 na mɛbutu ahennie nhennwa, na masɛe amanaman ahennie ahoɔden, na mɛbutu nteaseɛnam ne wɔn a ɛtete mu, na apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ sotenafoɔ ahwehwe ase, na obi atɔ ne nua afena ano.

23 Ɛda no, asafo AWURADE asɛm nie, mɛfa wo, Sealtiel ba Serubabel, m’akoa, AWURADE na ɔseɛ, na mede wo ayɛ sɛ nsɔanodeɛ; na wo na mafa wo ayɛ me deɛ, asafo AWURADE asɛm nie.