Categories
Filipifoɔ

Filipifoɔ 1

Nkyea

1 Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefoɔ a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ:

2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda ne anigyeɛ

3 Meda me Nyankopɔn ase nkaeɛ a mede mekae mo no nyinaa mu.

4 Nso daa, me mpaebɔ nyinaa mu, mede anigyeɛ mesrɛ mema mo nyinaa,

5 mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam firi da a ɛdi kan de abɛduru nnɛ yi nti;

6 na mewɔ yei ara ho ahotosoɔ sɛ deɛ wafiri adwuma pa ase wɔ mo mu no bɛwie akɔsi Yesu Kristo da no.

7 Ɛyɛ ma me sɛ medwene saa fa mo ho, ɛfiri sɛ moda m’akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Nyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne ɛberɛ a megyinaa pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.

8 Na Onyankopɔn ne me danseni sɛ mede Kristo Yesu mu tema mefe mo nyinaa.

Paulo adesrɛ

9 Na mebɔ yei ho mpaeɛ sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne nhunumu nyinaa mu,

10 na moasɔ nnoɔma a ɛyɛ koraa no ahwɛ, na moayɛ korɔgyenn ne nnipa a suntiduatoɔ nni wɔn mu de akɔsi Kristo da no,

11 na tenenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ahyɛ mo ma ama Onyankopɔn animuonyam ne n’ayeyie.

Deɛ ɛfiri n’afiaseda mu ba

12 Na anuanom, mepɛ sɛ mohunu sɛ deɛ ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,

13 ama me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufoɔ nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa mu,

14 na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani ato me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a, sɛ wɔka Nyankopɔn asɛm no a, wɔnsuro.

Deɛ enti a ɔka Kristo ho asɛm

15 Ɛwom sɛ, ebinom wɔ hɔ a nitan ne atutupɛ nti na wɔka Kristo ho asɛm deɛ, nanso afoforɔ wɔ hɔ a wɔde anisɔ nso na ɛka.

16 Ebinom firi ɔdɔ mu, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ asɛmpa no ho anoyie nti na meda ha,

17 nanso ebinom firi ntɔkwapɛ mu na wɔbɔ Kristo din, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ne nokorɛ so, na mmom wɔsusu sɛ wɔde ahohia bɛka me mpokyerɛ ho.

Paulo ani gye Kristo asɛmpaka ho

18 Enti na adɛn? Akwan nyinaa mu no sɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ wɔyɛ no nokorɛ mu oo, Kristo ho asɛm ara na wɔka; na yei mu na medi ahurisie; enti ɛdeɛn, m’ani bɛgye ara.

19 Ɛfiri sɛ menim sɛ ɛnam mo nkotosrɛ ne Yesu Kristo honhom mmoa no so na yei bɛdane nkwagyeɛ,

20 mewɔ anidasoɔ na mehwɛ kwan dendeenden sɛ, m’anim rengu ase wɔ biribiara mu, na mmom me namyɛ kɛseɛ nti, sɛdeɛ ɛte daa no, seesei ara nso, sɛ nkwa mu oo, owuo mu oo, wɔbɛkamfo Kristo wɔ me nipadua mu.

Nkwa ne owuo

21 Na me deɛ, m’ase a meteɛ ne Kristo, na owuo yɛ me mfasoɔ.

22 Nanso sɛ honam mu asetena yi bɛma m’adwuma akɔ so deɛ a, ɛnneɛ na menhunu emu deɛ memfa.

23 Na mehini nnoɔma mmienu yi ntam. Anka mepɛ sɛ metu ha na me ne Kristo kɔtena, ɛfiri sɛ ɛno mmom na ɛyɛ pa ara;

24 nanso mekɔ so ara tena ase a, ɛho wɔ mfasoɔ kɛse ɛsiane mo nti.

25 Na mewɔ saa ahotosoɔ yi, menim sɛ, mɛtena ase, na me ne mo nyinaa atena hɔ ama mo gyidie mu anigyeɛ akɔso,

26 na mo ahohoahoa aboro so Kristo Yesu mu wɔ me nti, ɛsiane meba a mereba mo nkyɛn bio no.

Abrabɔ pa ho afotuo

27 Ɛnneɛ na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mebɛhu mo oo, sɛ menni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mogyina pintinn honhom korɔ mu, na mode adwene korɔ bɔ mu di apereɛ gyidie a ɛfiri asɛmpa no mu,

28 na mommma atamfoɔ nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno na ɛyɛ yera a wɔbɛyera no nsɛnkyerɛnneɛ ma wɔn, nanso mo deɛ ɛyɛ nkwagyeɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ ma mo, na yei firi Onyankopɔn,

29 ɛfiri sɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mogye no die nko, na mmom sɛ ne nti mohunu amaneɛ nso,

30 ɛfiri sɛ, mowɔ akodie korɔ no ara a mohunuu no me mu no, na afei nso moda so ara te sɛ mewɔ mu no.

Categories
Filipifoɔ

Filipifoɔ 2

Onuadɔ

1 Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekyerɛ bi, sɛ Honhom no ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehyeɛ ne ntimmɔborɔ bi wɔ hɔ a,

2 momma m’anigyeɛ nni mu sɛ mobɛdwene ade korɔ anya ɔdɔ korɔ, anokorɔ, ne adwenkorɔ.

3 Monnnwene biribi atutupɛ anaa animuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛaseɛ adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛne mo ara mo ho.

4 Mommma obiara nnhwɛ ɔno nko ara adeɛ, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfoɔ deɛ bi.

Yesu ahobrɛaseɛ ne n’ahopakyire

5 Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntena mo mu bi.

6 Ɔno na ɔwɔ Nyankopɔn tebea mu deɛ,

nanso wannyina so ketee

sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ,

7 na mmom ɔtoo ne ho mpan

faa akoa tebea too ne ho so,

danee nnipa nsɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’adeɛ faeɛ no,

wɔhunuu no sɛ onipa,

8 ɔbrɛɛ ne ho ase

yɛɛ setie de kɔsii owuo mu,

aane, asɛnnua ho wuo mu mpo.

9 Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse,

na wama no din

a ɛboro din nyinaa soɔ,

10 sɛ Yesu din mu

na nkotodwe nyinaa nkotoɔ,

deɛ ɛwɔ soro, deɛ ɛwɔ asase so, ne deɛ ɛwɔ asase ase,

11 na tɛkyerɛma nyinaa mpae mu nka

sɛ Yesu Kristo ne Awurade

nhyɛ Agya Nyankopɔn animuonyam.

Nkwagyeɛ ho mmɔdemmɔ

12 Enti, m’adɔfo, sɛdeɛ moyɛ setie daa no, ɛnyɛ sɛ berɛ a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a menni mo nkyɛn yi titire no, momfa suro ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma nwie;

13 na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma wɔ mo mu, na monya ɔpɛ ma moyɛ adwuma nyinaa sɛdeɛ ɛbɛsɔ n’ani.

Ɔpene, asomdwoeɛ, ahoteɛ ne anigyeɛ

14 Monkwati huhuhuhu ne akyinnyegyeɛ nyɛ ade nyinaa,

15 na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Nyankopɔn mma a nkekaeɛ nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakonton na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase,

16 sɛ mokura nkwa asɛm no mu yie, sɛdeɛ Kristo da no, mahoahoa me ho sɛ ammirika a metuiɛ no anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa.

17 Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidie som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurisie.

18 Ɛno ara nti na mo nso momma mo ani nnyeɛ, na mo ne me nni ahurisie.

Wɔsoma Timoteo kɔ Filipi

19 Nanso m’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛre koraa mɛsoma Timoteo ama no aba mo nkyɛn, na sɛ mete mo nka a, me ho nso atɔ me.

20 Na menni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no;

21 ɛfiri sɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ara deɛ, na ɛnyɛ deɛ ɛyɛ Kristo Yesu deɛ.

22 Na ɔno deɛ, sɛdeɛ monim no, monim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ɔba ne n’agya ntam.

23 Ɔno na m’ani da no so sɛ, sɛ menya mehunu sɛdeɛ m’asɛm bɛwie ara pɛ a, mɛsoma no.

24 Na mewɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu sɛ, ɛrenkyɛ biara mɛba.

Epafrodito

25 Nanso masusu ho sɛ ɛhia sɛ mesoma Epafrodito a ɔyɛ me nua ne yɔnko dwumayɛfoɔ ne yɔnko sraani ne mo somafoɔ ne me dɛɛfoɔ, ma no ba mo nkyɛn;

26 ɛfiri sɛ n’ani agyina mo nyinaa, na ne ho yera no, ɛfiri sɛ motee sɛ ɔyare.

27 Na ɛwom sɛ ɔyaree owuyadeɛ deɛ, nanso Onyankopɔn hunuu no mmɔbɔ, na ɛnyɛ ɔno nko ara, na me nso bi, na m’awerɛhoɔ annɔɔso.

28 Ɛno nti na mabɔ mmɔden masoma no, na sɛ mohunu no a, mo ani agye bio, na me nso m’awerɛhoɔ so ahwan.

29 Enti momfa anigyeɛ nyinaa nnye no Awurade mu, na wɔn a wɔte saa no, monkura wɔn wɔ anidie mu!

30 Ɛfiri sɛ Kristo adwuma nti na ɔbɛn owuo, na ɔde ne nkwa too hɔ sɛ ɔbɛsi mo ananmu asom me wɔ nnoɔma nyinaa mu.

Categories
Filipifoɔ

Filipifoɔ 3

Aniani ha dibea yɛ ɔkwa

1 Afei deɛ ɛdi akyire, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ metwerɛ mo ade korɔ no ara a, ɛnyɛ adeɛ a ɛha me, na mmom, ɛma motim.

2 Monhwɛ yie akraman no ho, monhwɛ yie adwumayɛfoɔ bɔne no ho, monhwɛ yie wɔ twetiatwafoɔ no ho!

3 Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.

4 Ɛwom sɛ anka me nso mewɔ honam mu biribi a mede me ho bɛto soɔ. Sɛ ɔfoforɔ bi susu sɛ ɔwɔ honam mu biribi a ɔde ne ho bɛto so a, me mmom na mewɔ bie.

5 Hwɛ, wɔtwaa me twetia da a ɛtɔ so nwɔtwe, mefiri Israel asefoɔ mu, Benyamin abusuakuo mu, Hebrifoɔ mu Hebrini, mmara fam, meyɛ Farisini,

6 mmɔdemmɔ fam, metaa asafo no, mmara mu tenenee fam, wɔannya me ho asɛm.

Paulo hwɛ wɔne Kristo baakoyɛ

7 Nanso nnoɔma a anka ɛyɛ me mfasoɔ no, Kristo nti mebuu no adehwereɛ.

8 Nanso ampa ara meda so mebu nnoɔma nyinaa adehwereɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro soɔ no nti. Ne nti na mebuu nnoɔma no nyinaa adehwereɛ, na mebu no sɛ sumina so adeɛ, na Kristo ayɛ me mfasoɔ,

9 na wɔahunu me ne mu sɛ menni me ara me tenenee a ɛfiri mmara mu, na mmom deɛ ɛnam Kristo ho gyidie so ba, tenenee a ɛfiri Nyankopɔn mu, a ɛnam gyidie so.

10 Na anka mahu no yie, ne ne wusɔreɛ tumi no, na manya kyɛfa wɔ n’amanehunu no mu, na wɔama masɛ ne wuo no,

11 sɛ ebia mɛnya awufoɔ mu sɔreɛ no.

Paulo nkonim

12 Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka, anaasɛ manya mawie pɛyɛ dada, na mmom mepem kɔ m’anim ara na me nsa aka, sɛdeɛ Kristo nso nsa aka me no.

13 Anuanom, me deɛ, mensusu sɛ me nsa anya aka biribi; nanso adeɛ baako pɛ na meyɛ, mema me werɛ firi deɛ atwa mu no, na metwe me mu mepɛ deɛ ɛwɔ anim no.

14 Mepem kɔ m’anim sɛ mɛduru botaeɛ no ho, na makɔnya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no mu nkonimboɔ no.

15 Enti momma yɛn mu dodoɔ a yɛyɛ pɛ no nnwene saa; na sɛ biribi wɔ hɔ a modwene no foforɔ a, ɛno nso Onyankopɔn bɛyi no adi akyerɛ mo.

16 Nanso deɛ yɛanya dada no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu.

Asɛnnua no atamfoɔ

17 Anuanom, monsua me, na monhwɛ wɔn a wɔnam saa, sɛdeɛ mowɔ yɛn sɛ nhwɛsoɔ no.

18 Na nnipa bebree wɔ hɔ a metaa ka wɔn nanteɛ ho asɛm kyerɛ mo, na seesei nso mede nisuo mereka bio sɛ, wɔyɛ Kristo asɛnnua no atamfoɔ;

19 wɔn na wɔn awieeɛ ne ɔsɛeɛ, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu, na asase so nnoɔma ho na wɔdwene.

20 Na yɛn deɛ, yɛn man a yɛfiri mu ankasa ne ɔsoro. Ɛfiri hɔnom nso na yɛtwɛn Agyenkwa a ɔno ne Awurade Yesu Kristo

21 a ɔbɛsakyera yɛn ahobrɛaseɛ nipadua, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔde bɛtumi abrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’aseɛ no teɛ.

Categories
Filipifoɔ

Filipifoɔ 4

Euodia ne Sintike

1 Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigyeɛ ne m’abotire, monnyina pintinn wɔ Awurade mu saa, m’adɔfoɔ.

2 Metu Euodia fo, na metu Sintike nso fo sɛ wɔnya adwene korɔ Awurade mu.

3 Na mesrɛ wo nso, me yɔnko konnuasoafoɔ nokwafoɔ, sɔ saa mmaa yi mu abia, ɛfiri sɛ wɔn na wɔkaa me ho peree asɛmpa no, wɔne Klemens nso ne me yɔnko adwumayɛfoɔ a aka a wɔn din hyehyɛ nkwa nwoma mu no.

Anigyeɛ, ahopakyire, ɔdwoɔ ne mpaebɔ

4 Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!

5 Momma nnipa nyinaa nhunu mo abodwokyerɛ! Awurade abɛn.

6 Monnna nnnwene biribiara nnha mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ɛne aseda mma mo adesrɛ nnuru Nyankopɔn aso mu;

7 na Nyankopɔn asomdwoeɛ a ɛtra nteaseɛ nyinaa soɔ no bɛhwɛ mo akoma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.

Adwempa ne asetena pa

8 Afei deɛ ɛdi akyire, anuanom, deɛ ɛyɛ nokorɛ, deɛ anim yɛ duro, deɛ ɛtene, deɛ ɛho teɛ, deɛ ɛyɛ ahomeka, deɛ ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyie bi wɔ hɔ a, saa nnoɔma yi ho na monnwene;

9 deɛ moasua nso na moagyeɛ na moateɛ na moahunu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoeɛ Nyankopɔn ne mo bɛtena.

Aseda

10 Nso m’ani gye kɛseɛ wɔ Awurade mu sɛ moafiri aseɛ redwene me ho bio; modwene me ho deɛ, nanso moannya ho kwan.

11 Ɛnyɛ sɛ ohia nti na mereka yei; ɛfiri sɛ me deɛ, masua sɛ asetena biara a mewɔ mu no, mepene ma no dɔɔso ma me.

12 Menim ahokyere, na menim ahonya nso. Biribiara ne nnoɔma nyinaa akokwa me, ɔmeeɛ ne ɛkɔm ne akonkosɛm ne hiadie;

13 metumi ade nyinaa yɛ, deɛ ɔhyɛ me den no mu.

14 Nanso moyɛɛ no yie sɛ moboaa me wɔ m’ahohia no mu.

15 Na mo Filipifoɔ nso monim sɛ asɛmpa no mfitiaseɛ mu a mefiri Makedonia mekɔeɛ no, asafo biara ammoa me ɔma ne ɔgyeɛ nkontabuo ho, sɛ mo nko ara.

16 Na Tesalonika nso mosomaa prɛko ne ne mprenu so de deɛ ɛhia me brɛɛ me.

17 Ɛnyɛ sɛ merehwehwɛ akyɛdeɛ, na mmom merehwehwɛ aba a ɛma mo nkonta dɔɔso.

18 Na manya ne nyinaa ama no aboro so. Na ɛfiri sɛ me nsa kaa deɛ mode manee Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ehwa a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wɔgye a ɛsɔ Nyankopɔn ani.

19 Na me Nyankopɔn bɛma mo deɛ ɛhia mo nyinaa, sɛdeɛ n’ahonya no teɛ, animuonyam mu, Kristo Yesu mu.

20 Yɛn Agya Nyankopɔn na wɔmfa animuonyam mma no daa daa. Amen.

Nkradie

21 Monkyeakyea ahotefoɔ no nyinaa mmaako mmaako Kristo Yesu mu. Anuanom a wɔka me ho no kyeakyea mo.

22 Ahotefoɔ no nyinaa kyeakyea mo, ne titire no, wɔn a wɔfiri Kaesare fie.

23 Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom.