Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 31

Yosua si Mose ananmu

1 Na Mose kɔ kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Israel nyinaa.

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnnɛ madi mfeɛ ɔha aduonu, me a mentumi nkɔ na me nso a mentumi mma; afei nso AWURADE aka akyerɛ me sɛ: Worentwa Yordan yi.

3 AWURADE wo Nyankopɔn, ɔno na ɔretwa adi w’anim, ɔno na ɔbɛsɛe amanaman yi afiri w’anim, na woadi wɔn so; Yosua na ɔretwa adi w’anim, sɛdeɛ AWURADE aka no.

4 Na AWURADE bɛyɛ wɔn sɛdeɛ ɔyɛɛ Amorifoɔ ahene Sihon ne Og a ɔsɛee wɔn no ne wɔn asase.

5 Na AWURADE de wɔn bɛhyɛ mo nsa na moayɛ wɔn sɛdeɛ mmara nsɛm a mahyɛ mo no nyinaa teɛ.

6 Monyɛ den na monyɛ nnam, monnsuro na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam; ɔrempa wo na ɔrennya wo.

7 Na Mose frɛɛ Yosua, na ɔka kyerɛɛ no Israel nyinaa anim sɛ: Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a AWURADE kaa wɔn nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no soɔ, na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.

8 Na AWURADE, ɔno na ɔredi w’anim, ɔno na ɔbɛdi w’akyire, ɔrempa wo na ɔrennya wo; nsuro na mma w’akoma nntu.

Wɔnkenkan mmara no mfeɛ nson biara

9 Na Mose twerɛɛ mmara yi, na ɔde maa asɔfoɔ no, Lewi mma a wɔsoa AWURADE apam adaka no, ne Israel mpanimfoɔ nyinaa.

10 Na Mose hyɛɛ wɔn sɛ: Daa mfirinhyia nson awieeɛ, Adekyɛ afe afahyɛ no mu, asese nnapɔnna no mu

11 a Israel nyinaa aba rebɛpue AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ no, kenkan mmara yi, Israel nyinaa anim gu wɔn aso mu.

12 Na ɔman no mmarima ne mmaa, mmɔfra ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo nkuro apono mu mmɔ dwa na wɔntie, na wɔnsua, nsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so:

13 Na wɔn mma a wɔnnim no ntie, na wɔnsua, nsuro AWURADE mo Nyankopɔn, nna a mode te asase a moretwa Yordan akɔ so akɔdi soɔ no so no nyinaa.

AWURADE ka Israel asoɔden ho asɛm

14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo nna a worebɛwuo no abɛn; frɛ Yosua bra, na mommɛgyina ntomadan no mu, na memfa n’adwuma nhyɛ ne nsa. Na Mose ne Yosua ba bɛgyinaa ahyiaeɛ ntomadan no mu.

15 Na AWURADE de mununkum dum bɛyii ne ho adi ntomadan no mu, na mununkum dum no bɛgyinaa ntomadan no ano.

16 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, worebɛti wo nananom wɔ asamando na ɔman yi bɛsɔre akɔdi asase a wɔrekɔ soɔ no anyame akyi adwamammɔ mu, na wɔagya me, na wɔato m’apam a me ne wɔn pameeɛ no.

17 Na me bo bɛfu wɔn da no, na magya wɔn, na mayi m’ani ahunta wɔn, na wɔamene wɔn, na bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn ama wɔaka no da no sɛ: Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mu nti na bɔne yi abɛto yɛn yi anaa?

18 Na me deɛ, bɔne a wɔayɛ no nyinaa sɛ wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn nti, da no hunta na mede m’anim bɛhunta.

19 Na afei montwerɛ dwom yi mfa, na fa kyerɛkyerɛ Israelfoɔ; fa hyɛ wɔn anomu, na dwom yi nni me adanseɛ, Israelfoɔ mu.

20 Na mede wɔn duru asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no so a, wɔbɛdidi amee na wɔayɛ akɛseɛ, na wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn akɔsom wɔn, na wɔapo me na wɔato m’apam.

21 Na sɛ bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ danseni adi adanseɛ wɔ wɔn anim, ɛfiri sɛ ɛrempa wɔn asefoɔ anomu. Na menim wɔn adwene a wɔredwene nnɛ mpo, ansa na mede wɔn maduru asase a mekaa ho ntam no so.

22 Na Mose twerɛɛ dwom yi da no ara, na ɔde kyerɛkyerɛɛ Israelfoɔ no.

23 Na AWURADE hyɛɛ Nun ba Yosua sɛ: Yɛ den na yɛ nnam; na wo na wode Israelfoɔ bɛkɔ asase a mekaa wɔn ɛho ntam no soɔ: Na mɛdi w’akyi.

Mose de mmara no hyɛ Lewifoɔ nsa

24 Na Mose twerɛɛ mmara yi mu nsɛm de hyɛɛ nwoma mu wiee koraa no,

25 ɔhyɛɛ Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no sɛ:

26 Momfa mmara nwoma yi nto AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ho, na ɛntena hɔ nni wo adanseɛ.

27 Na me deɛ, menim w’atuateɛ ne wo kɔn a asene; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi mpo moyɛ AWURADE anim atuatefoɔ, na me wuo akyiri ɛ!

28 Momma mo mmusuakuo mu mpanimfoɔ nyinaa ne mo ahwɛfoɔ mmɛbɔ me nkyɛn dwa, na menka nsɛm yi nyinaa ngu wɔn aso mu, na memfrɛ ɔsoro ne asase nni wɔn adanseɛ.

29 Na menim sɛ me wuo akyiri no, sɛeɛ na mobɛsɛeɛ, na moamane afiri ɔkwan a mahyɛ mo no so, na bɔne abɛto mo daakye, ɛfiri sɛ mobɛyɛ AWURADE anim bɔne, na mode mo nsa ano adwuma bɛhyɛ no abufuo.

30 Na Mose kaa dwom yi mu nsɛm guu Israel badwa no nyinaa aso mu de kɔsii sɛ ɔwieeɛ.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 32

Mose dwom no

1 Ɔsoro, monyɛ aso, na merebɛkasa,

na asase ntie m’anomu nsɛm!

2 Me nkyerɛkyerɛ nsosɔ sɛ nsuo,

na me kasa ngu sɛ obosuo,

sɛ wira so mfetema

ne nhahan so hasuo.

3 Na AWURADE din na mɛbɔ.

Momfa anidie mma yɛn Nyankopɔn.

4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,

na n’akwan nyinaa yɛ tenenee;

ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu;

ɔteneneeni ne teefoɔ ne no.

5 Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekaeɛ nti wɔnna so nyɛ ne mma,

awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye a wɔakyea.

6 AWURADE na motua no ka seyie yi?

Ɔman nkwaseafoɔ a wonni tire!

Ɛnyɛ ɔno ne w’agya a ɔnyaa woɔ?

Ɔno na ɔyɛɛ woɔ na ɔde wo tim hɔ.

7 Kae tete nteredee nna,

hwɛ awoɔ ntoatoasoɔ dodoɔ no mfeɛ;

bisa w’agya na ɔnkyerɛ wo,

wo mpanimfoɔ, na wɔnka nkyerɛ wo.

8 Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman,

ɔpaepaee Adam mma mu no,

ɔde aman no ahyeɛ totoo hɔ

sɛ Israelfoɔ ano sie.

9 Na AWURADE kyɛfa ne ne man,

Yakob ne n’agyapadeɛ a wɔasusu ama no.

10 Ɔhunuu no anwea pradada asase so

ne nkyɛkyerɛ so,

ɛserɛ so mmoa werɛmfoɔ su mu; ɔtwaa ne ho hyiae,

ɔhwɛɛ ne so yie, ɔkoraa no sɛ n’aniwa kurutuawisi.

11 Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne buo

na ɔtu bɔ ne mma ho mpɛmpɛ no,

ɔtrɛɛ ne ntaban mu faa no,

ɔsoaa no ne ntakra so.

12 AWURADE nko ara na ɔkyerɛɛ no kwan,

na anyame foforɔ biara anka ne ho.

13 Ɔmaa no faa asase sorɔnsorɔn so kɔe,

na ɔdii asase so nnɔbaeɛ;

na ɔmaa no fefee ɛwoɔ firii ɔbotan mu,

ne ngo firii abohemmaa mu,

14 anantwie nufosuo ani sradeɛ, ne nnwan nufosuo,

nnwammuruwa sradeɛ,

ne Basan adwennini mpapo deɛ,

ne ayuo sawa mu sradeɛ,

na wonom bobe aba mu mogya gyenegyene.

15 Na Yesurumdɔree sradeɛ, na ɔtotoo anankotie;

woadɔre sradeɛ ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru;

na wagyaa Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no,

na ɔbuu ne nkwagyeɛ botan no akumaa.

16 Wɔde ananafoɔ anyame maa no twee ninkunu,

wɔde akyiwadeɛ huruu ne bo.

17 Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa abosom a wɔnyɛ Onyankopɔn,

anyame a wɔnni wɔn,

afoforɔ a ɛbaa akyire yi

na wɔn nananom amfɛre wɔn.

18 Ɔbotan a ɔwoo woɔ no, woannwene ne ho,

na wo werɛ afiri Onyankopɔn a ɔkyem woo woɔ no.

19 Na ne mmabanin ne ne mmammaa ho ahi nti

AWURADE hunuiɛ no, ɔpoo wɔn,

20 na ɔkaa sɛ: Mɛyi m’ani mahunta wɔn,

mɛhwɛ deɛ wɔn akyiri bɛwie,

na awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye ne wɔn,

mma a nokorɛ nni wɔn mu.

21 Wɔn deɛ, wɔde deɛ ɛnyɛ Onyankopɔn maa metwee ninkunu,

wɔde wɔn adehuhuo yii me abufuo.

Na me nso mede deɛ ɛnyɛ ɔman bɛma wɔatwe ninkunu,

mede ɔman nkwaseafoɔ bi na ɛbɛyi wɔn abufuo.

22 Na ogya asɔ m’abufuo mu,

na ɛredɛre akɔduru Asamando aseɛ,

na ɛrehye asase ne ne nnɔbaeɛ,

na ɛde ogya ato mmepɔ nnyinasoɔ mu.

23 Mɛboaboa mmusuo ano agu wɔn so,

mɛhwere m’agyan wɔ wɔn so.

24 Ɛkɔm bɛfɔn wɔn,

na ahoɔhyeɛ yadeɛ yaya

bɛmene wɔn;

na mɛsoma mmoa se aba wɔn mu,

ne mfuturo mu awɔ borɔ.

25 Nkrantɛ bɛfa wɔn mma abɔntene so,

na ehu aku wɔn mpia mu,

aberanteɛ ne ababaa,

akɔkoaa ne deɛ wafu ɛdwono nyinaa.

26 Anka mese: Mɛhu wɔn agu,

mɛma wɔn nkaeɛ to atwa afiri nnipa mu,

27 sɛ ɛnyɛ ɔtamfoɔ ahiyie na mesuro a,

na wɔn ahohiahiafoɔ annane me nsusuiɛ yi ani,

na wɔanka sɛ: Yɛn nsa na adi nkonim

na ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛɛ yei nyinaa.

28 Na wɔyɛ ɔman a afotuo abɔ wɔn,

na nhunumu bi nni wɔn mu.

29 Sɛ wɔyɛ anyansafoɔ a, anka wɔbɛte yei ase,

na wɔahunu wɔn awiekyire.

30 Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn

na AWURADE ayi wɔn ama a,

anka ɛbɛyɛ dɛn na ɔbaakofoɔ bɛtaa apem,

na baanu ama mpemdu adwane?

31 Ɛfiri sɛ wɔn botan nte sɛ yɛn botan,

na yɛn atamfoɔ mpo bu atɛn saa.

32 Na Sodom bobe mu na wɔn bobe fire,

ɛne Gomora mfofowa so;

wɔn aba yɛ ɛborɔ aba,

wɔso esia, esia a ɛyɛ nwono;

33 wɔn nsa yɛ atweaseɛ borɔ

ne nhuritia borɔ a ano yɛ den.

34 Wɔnkoraa yeinom wɔ me nkyɛn,

na wɔnsɔɔ ano wɔ m’adekorabea?

35 Me na aweretɔ ne akatua wɔ me,

ɛberɛ a wɔn nan bɛwatiri no.

Na wɔn dwɛreɛ da abɛn,

na deɛ wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.

36 Na AWURADE bɛbu ne man atɛn,

na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ,

berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa,

na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio.

37 Na ɔbɛka sɛ: Ɛhe na wɔn anyame no wɔ,

ɔbotan a wɔde wɔn ho too soɔ no?

38 Wɔn a wɔdii wɔn afɔdeɛ sradeɛ,

na wɔnom wɔn ahwiesa no?

Ma wɔnsɔre mmɛboa mo,

ma wɔnyɛ mo so nkatasoɔ.

39 Afei monhunu sɛ me ara mene no,

na onyame biara nka me ho.

Me na mekum, na mema nkwa,

mepira, na mesa,

na deɛ ɔbɛtumi agye afiri me nsam nni hɔ.

40 Na mema me nsa so mekɔ soro,

na mese: Sɛ mete ase daa yi!

41 Sɛ mese me nkrantɛ nyinamnyinam no

na me nsa sɔ atemmuo mu a,

mɛtɔ wɔn a wɔne me di asie were,

na matua m’atamfoɔ ka.

42 Mɛma m’agyan aboro mogya,

na me nkrantɛ adi nam,

atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya,

ɔtamfoɔ tiri a apɛsɛ no.

43 Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese,

ɛfiri sɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were,

na ɔde aweretɔ bɛtua n’atamfo ka,

na wapata ama n’asase, ne man.

44 Na Mose ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa guu ɔman no aso mu, ɔno ne Nun ba Yosua.

45 Na Mose wiee Israel nyinaa nsɛm yi nyinaa ka no,

46 ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo akoma nto nsɛm a meredi mo ho adanseɛ nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.

47 Na ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa, na asɛm yi so na monam bɛma mo nna aware asase a moretwa Yordan akɔdi soɔ no so.

Onyankopɔn soma Mose Nebo bepɔ so

48 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose da no ara sɛ:

49 Kɔforo Abarim bepɔ yi, Nebo bepɔ a ɛwɔ Moab asase soɔ, Yeriko ntentensoɔ no, na kɔhwɛ Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ sɛ wɔmfa no.

50 Na wu wɔ bepɔ a woreforɔ akɔ soɔ no so, na ti wo nananom wɔ asamando, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu Hor bepɔ soɔ na ɔkɔkaa ne nananom ho no,

51 ɛfiri sɛ mofomm me Israelfoɔ mu, ɔham nsuo a ɛwɔ Kades, Sin serɛ soɔ ho, ɛsiane sɛ moanyɛ me kronkron Israelfoɔ mu.

52 Na wobɛhunu asase no w’anim, na korɔ deɛ, worenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so hɔ.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 33

Mose hyira Israel

1 Na yei ne nhyira a Nyankopɔn nipa Mose de hyiraa Israelfoɔ ansa na ɔrewuo. Na ɔkaa sɛ:

2 AWURADE firi Sinai bae,

na ɔpue firii Seir maa wɔn,

ɔharan firii Paran bepɔ so;

ɔfiri akronkronfoɔ ɔpedu no mu na ɛbaeɛ,

ogya a ɛyɛ mmarama wɔn wɔ ne nifa mu.

3 Aane, ɔdɔ ne man,

n’akronkronfoɔ nyinaa wɔ ne nsam.

Na wɔn deɛ, wɔtete wo nan ase

na wɔtie w’asɛm.

4 Mmara na Mose hyɛɛ yɛn,

Yakob badwa agyapadeɛ;

5 na ɔyɛɛ Yesurun mu hene,

ɛda a ɔman no atitire hyiaeɛ

na Israel mmusuakuo nyinaa hyiaa faako no.

6 Ruben nnya nkwa na ɔnnwu,

na ne mmarima nso mma wɔn ase nhye.

7 Na Yuda nso deɛ nie, ɔse:

O AWURADE, tie Yuda nne,

na fa no kɔ ne man nkyɛn;

ma wo nsa nko mma no,

na yɛ no ɔboafoɔ firi n’ahohiahiafoɔ nsam.

8 Na Lewi ho deɛ, ɔkaa sɛ:

Wo nokorɛ ne wo hann wɔ wo hotefoɔ no,

deɛ wosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ

na wo ne no ham Meriba asuo ho no.

9 Ɔno a ɔkaa wɔ n’agya ne ne na ho sɛ:

Menni wɔn!

Na wammu ne nuanom,

na ɔpoo ne mma.

Na wɔdi wo nsɛm so,

na wɔkora w’apam;

10 wɔde w’atemmudeɛ bɛkyerɛ Yakob,

na wɔde wo mmara akyerɛ Israel;

wɔde aduhwam bɛtua wo hwene ano,

na wɔde afɔdeɛ amuamu abɛgu w’afɔrebukyia so.

11 AWURADE, hyira n’ahonyadeɛ so,

ma ne nsa ano adwuma nsɔ w’ani;

bobɔ wɔn a wɔsɔre tia no no dwonku,

ne wɔn a wɔtane no, na wɔansɔre bio.

12 Benyamin ho nso, ɔkaa sɛ:

AWURADE dɔfo bɛtena ne nkyɛn dwoodwoo;

ɔkata ne so daa nyinaa,

na ɔbɛtena ne mmatiri so.

13 Na Yosef ho nso, ɔkaa sɛ:

AWURADE nhyira n’asase;

ɔmma no ɔsoro nnepa,

obosuo ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ no deɛ,

14 ne owia mu nnɔbaeɛ nnepa,

ne deɛ asrane ma no fifire mu nnepa,

15 ne tete mmepɔ atifi

ne daapem nkokoɔ nnepa,

16 ne asase ne ne mayɛ mu nnepa,

na deɛ ɔte nkyɛkyerɛ no mu no anisɔ;

ɔmma no mmra Yosef atifi,

ne ne nuanom mu hotuafoɔ no mpampam.

17 Ne nantwinini abakan, animuonyam wɔ no,

na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn;

ɛno na ɔde bɛsunsum aman nyinaa

aguo akɔduru asase ano.

Na wɔn ne Efraim apedu no,

Manase mpempem ne no.

18 Na Sebulon ho nso, ɔkaa sɛ:

Sebulon, ma w’ani nnye w’adifire mu,

ne Isakar, wo ntomadan mu.

19 Wɔbɛfrɛ aman akɔ bepɔ no so,

ɛhɔ na wɔbɛbɔ tenenee afɔdeɛ;

na wɔbɛfefe ɛpo mu mmorosoɔ

ne anwea mu ademudeɛ a ahunta.

20 Na Gad ho nso, ɔkaa sɛ:

Nhyira ne deɛ ɔtrɛ Gad mu;

ɔbutu hɔ sɛ gyatabereɛ,

ɔtete basa ne mpampam;

21 ɔno na ɔyii deɛ ɛdi kan faeɛ,

na ɛhɔ na wɔakora mmarahyɛfoɔ no kyɛfa;

na ɔnam di ɔman no atitire mu,

ɔyɛ AWURADE teneneedeɛ

ne n’atemmudeɛ wɔ Israel.

22 Na Dan ho nso, ɔkaa sɛ:

Dan yɛ gyataburuwa,

ɔhuri firi Basan.

23 Na Naftali ho nso, ɔkaa sɛ:

Naftali a anisɔ amee no

na AWURADE nhyira ayɛ no ma,

fa ɛpo ne ahuhuro asase no di so.

24 Na Aser ho nso, ɔkaa sɛ:

Ma wɔmfa mma nhyira Aser,

ɔnyɛ deɛ ɔsɔ ani ne nuanom mu,

na ɔmfa ne nan mmɔ ngo mu.

25 Dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nyɛ w’adaban,

sɛ wo nna teɛ no, saa na w’ahoɔden nyɛ.

26 Obi nni hɔ a ɔte sɛ Yesurun Nyankopɔn!

Ɔnam soro di boa wo,

ɔde ne kɛseyɛ nam mununkum mu.

27 Tete Nyankopɔn ne wo tenabea,

na aseɛ na daapem abasa no wɔ.

Na ɔbɛpamo ɔtamfoɔ w’anim,

na waka sɛ: Dwɛre wɔn.

28 Na Israel bɛtena hɔ dwoodwoo,

Yakob asubura no nkutoo,

ɔbɛtena aburoo ne nsa asase so;

ne soro nso bɛsosɔ obosuo.

29 Nhyira ne wo, Israel, hwan na ɔte sɛ woɔ,

ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagyeɛ!

Ɔyɛ wo mmoa kyɛm,

na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrantɛ.

W’atamfo bɛwae ama wo,

na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 34

Mose wuo

1 Na Mose firii Moab mpaperɛ mu foro kɔɔ Nebo bepɔ so, Pisga atifi, wɔ Yeriko ntentensoɔ, na AWURADE maa no hunuu Gilead asase nyinaa de kɔsii Dan,

2 ne Naftali nyinaa ne Efraim ne Manase asase ne Yuda asase nyinaa de kɔsii akyiri po no ho;

3 ne Negeb asase ne mpaperɛ a ɛyɛ, nkyiresua kuro Yeriko bonhwa no de kɔsii Soar.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Yei ne asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: W’asefoɔ na mede bɛma wɔn no. Mama wode w’ani ahunu, na ɛkorɔ deɛ, worenkɔ hɔ.

5 Na AWURADE akoa Mose wuu wɔ hɔ, Moab asase so sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

6 Na ɔsiee no bonhwa mu Moab asase so, Bet-peor ntentensoɔ. Na obiara nnim ne damena de bɛsi nnɛ.

7 Na Mose wuiɛ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduonu. N’ani anyɛ kusukusu, na n’ahoɔden so anhwan.

8 Na Israelfoɔ suu Mose, Moab mpaperɛ mu adaduasa, na wɔdii Mose su ne ne gyam nna no wiee.

9 Na nyansa honhom yɛɛ Nun ba Yosua ma, ɛfiri sɛ Mose de ne nsa guu ne so; na Israelfoɔ tiee no, na wɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

10 Na odiyifoɔ bi ansɔre Israel mu bio a ɔte sɛ Mose a AWURADE ne no nyaa nkitahodie a emu dɔ yie.

11 Saa Mose yi na AWURADE somaa no sɛ ɔnkɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ nyinaa wɔ Farao ne ne nkoa nyinaa anim wɔ Misraim asase soɔ.

12 Afei nso ɛnam Mose so na ahudeɛ akɛseɛ nyinaa da adi wɔ Israel nyinaa anim.