Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 1

Mose asɛnka

1 Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israel nyinaa, Yordan agya serɛ soɔ, Araba mpaperɛ so, Suf ntentensoɔ, Paran ne Tofel, Laban, Haserot ne Di-sahab ntam;

2 ɛfiri Horeb, Seir bepɔ kwan so, kɔ Kades-barnea yɛ dadu dabaako kwan.

3 Na afe a ɛtɔ so aduanan no, bosome a ɛtɔ so dubaako, bosome no ara da a ɛdi kan no, Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa;

4 kum a wɔkum Amorifoɔ hene Sihon a ɔte Hesbon ne Basan hene Og a ɔte Astarot wɔ Edrei no akyi;

5 Yordan agya, Moab asase so na Mose firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ mmara yi mu sɛ:

6 AWURADE yɛn Nyankopɔn kasa kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb sɛ: Moatena bepɔ yi ho akyɛre dodo,

7 monnane mo ho ntu nkɔ Amorifoɔ bepɔ ne nsase a ɛbemmɛn ho wɔ Araba mpaperɛ no so, bepɔ so ne mpaperɛ so ne Negeb ne mpoano nyinaa, Kanaanfoɔ asase so ne Lebanon so nkɔduru asukɛseɛ, Asubɔntene Eufrate ho.

8 Hwɛ, mede asase no mato mo anim; monkɔ nkɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo nananom, Abraham, Isak ne Yakob, sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire no.

9 Na meka mekyerɛɛ mo berɛ no mu sɛ: Me nko ara mentumi menkura mo;

10 AWURADE mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na hwɛ, ɛnnɛ mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma;

11 AWURADE mo nananom Nyankopɔn mfa no sɛdeɛ moteɛ yi mmɔho apem nka mo ho, na ɔnhyira mo sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.

12 Ɛbɛyɛ dɛn na me nko ara mɛtumi masoa mo ne mo aperedie ho adesoa duruduro yi?

13 Monyiyi mmarima anyansafoɔ ne animdefoɔ a wɔdɛnso mo mmusuakuo no mu, na memfa wɔn nsisi mo so atitire.

14 Na mobuaa me sɛ: Asɛm a woaka sɛ yɛnyɛ no yɛ.

15 Ɛnna mede mo mmusuakuo mu atitire, mmarima anyansafoɔ a wɔdɛnso sisii mo so atitire, apem apem so mpanin ne ɔha ɔha so mpanin ne aduonum aduonum so mpanin ne du du so mpanin ne mo mmusuakuo so ahwɛfoɔ.

16 Na mehyɛɛ mo atemmufoɔ no mmara berɛ no mu sɛ: Montie mo nuanom ntam nsɛm, na mommu ntɛntenenee onipa ne ne nua ne ne hɔhoɔ ntam.

17 Monnhwɛ nnipa anim atemmuo mu, montie aketewa sɛ ɔkɛseɛ; monnsuro onipa anim, ɛfiri sɛ atemmuo yɛ Nyankopɔn dea. Na asɛm a ɛyɛ den sene mo na momfa mmrɛ me, na mentie.

18 Na mehyɛɛ mo nnoɔma a monyɛ no nyinaa ho mmara berɛ no mu.

19 Na yɛtu firii Horeb, na yɛnante faa ɛserɛ kɛseɛ a ɛso yɛ hu a mohunuiɛ nyinaa so, Amorifoɔ bepɔ kwan so, sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no, na yɛduruu Kades-barnea.

20 Na mesee mo sɛ: Moaduru Amorifoɔ bepɔ a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no ho.

21 Hwɛ, AWURADE wo Nyankopɔn de asase no ato w’anim. Foro kɔfa, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ka kyerɛɛ woɔ no; nsuro, na mma w’akoma nntu.

22 Ɛnna mo nyinaa motwe pinii me kaa sɛ: Ma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim nkɔsra asase no mma yɛn, na wɔmmɛka kwan ko a yɛbɛfa soɔ ne nkuro a yɛbɛduru soɔ no ho asɛm nkyerɛ yɛn.

23 Na asɛm no sɔɔ m’ani sɛ, na mefaa mo mu nnipa dummienu, mmusuakuo biara mu nipa baako.

24 Na wɔdanee wɔn ani foroo bepɔ no, na wɔkɔduruu Eskol subonhwa mu, na wɔsraeɛ.

25 Na wɔfaa asase no so aba bi kura de siane brɛɛ yɛn; na wɔbɛka kyerɛɛ yɛn bio sɛ: Asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no yɛ.

26 Nanso moampɛ sɛ moforɔ, na motee AWURADE mo Nyankopɔn anomu asɛm so atua,

27 na monwiinwii mo ntomadan mu sɛ: Ɔtane so na AWURADE yii yɛn firii Misraim asase soɔ, sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Amorifoɔ nsa na wɔasɛe yɛn.

28 Ɛhe na yɛmfa nkorɔ? Yɛn nuanom atu yɛn akoma sɛ: Nnipa no soso na wɔwoware sene yɛn, nkuro no yɛ akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo kɔ soro, na bio nso yɛhunuu Anakfoɔ mma no wɔ hɔ.

29 Na mesee mo sɛ: Mommma mo akoma nntu, na monnsuro wɔn.

30 AWURADE mo Nyankopɔn a ɔdi mo anim no, ɔno na ɔbɛko ama mo, sɛdeɛ ɔyɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no ara,

31 ne ɛserɛ so a wohunuu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn kura wo sɛdeɛ onipa kura ne ba, akwan a mofaa soɔ no nyinaa so bɛsii sɛ moduruu ha yi.

32 Na yei mu nso, moannye AWURADE mo Nyankopɔn anni,

33 nanso ɔno na na ɔdi mo anim ɔkwan soɔ sɛ ɔrekɔsra mo nsrabankyerebea ama mo, ogya mu anadwo, sɛ ɔrekyerɛ mo kwan a momfa soɔ, mununkum mu awia.

34 Na AWURADE tee mo nsɛm no, na ne bo fuiɛ, na ɔkaa ntam sɛ:

35 Awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu nnipa yi mu biara renhunu asase pa a mekaa ho ntam sɛ mede bɛma mo nananom no!

36 Gye Yefune ba Kaleb, ɔno na ɔbɛhunu, na ɔno na mede asase a ɔtiaa soɔ no bɛma no ne ne mma, ɛfiri sɛ wadi AWURADE akyi.

37 Me nso, mo nti AWURADE faa me ho abufuo kaa sɛ: Wo nso, worenkɔ hɔ bi.

38 Nun ba Yosua a ɔgyina w’anim no, ɔno na ɔbɛduru hɔ; ɔno na hyɛ no den, na ɔno na ɔbɛkyɛ agyapadeɛ no ama Israel.

39 Na mo mma nketewa a mose wɔbɛyɛ nnommum ne mo mma a nnɛ wɔnnim papa ne bɔne no, wɔn na wɔbɛduru hɔ, wɔn na mede bɛma wɔn na wɔn na wɔbɛdi soɔ.

40 Na mo deɛ, monnane mo ho ntu nkɔ ɛserɛ so, Mmɛwa Po kwan so.

41 Ɛnna mobua see me sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne, yɛn ara yɛbɛforo akɔko sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no nyinaa. Na mode mo akodeɛ miamiaeɛ no, ɛyɛɛ mo sɛ bepɔ no forɔ yɛ agorɔ.

42 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mommforo nnkɔko, na menni mo mu, na moankɔtotɔ mo atamfoɔ anim.

43 Na mekasa mekyerɛɛ mo, na moantie, na motee AWURADE anomu asɛm atua, na motintim mo anim foroo bepɔ no.

44 Na Amorifoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no firi bɛhyiaa mo na wɔtaa mo sɛdeɛ nwowa yɛ, na wɔkunkum mo Seir kɔduruu Horma.

45 Na mosane bɛsuu AWURADE anim, na AWURADE antie mo, na wanyɛ aso amma mo.

46 Ɛnna motenaa Kades dii nna pii, sɛdeɛ nna a mode tenaa hɔ teɛ no.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 2

Wɔne Edomfoɔ, Moabfoɔ ne Amonfoɔ nnko

1 Ɛnna yɛdanee yɛn ho tuu yɛn kwan kɔɔ ɛserɛ so, Mmɛwa Po kwan so sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ me no, na yɛkonton faa Seir bepɔ ho nna pii.

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ:

3 Moakyini bepɔ yi ho akyɛre dodo, monnane mo ho nkyerɛ atifi fam;

4 na hyɛ ɔman no sɛ: Morebɛtwam mo nuanom Esau mma a wɔte Seir no hyeɛ so, na wɔsuro mo, monhwɛ mo ho yie,

5 mo ne wɔn nnni aperepereɛ, na meremfa wɔn asase nammɔn baako mpo memma mo, ɛfiri sɛ mede Seir bepɔ mama Esau sɛ n’atenaeɛ.

6 Momfa sika ntɔ wɔn nkyɛn aduane nni, na nsuo nso momfa sika ntɔ no wɔn nkyɛn nnom;

7 na AWURADE wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu, wahunu wo serɛ kɛseɛ yi so nanteɛ yi; mfirinhyia aduanan yi AWURADE wo Nyankopɔn adi w’akyi, biribiara nhiaa wo.

8 Na yɛsianee yɛn nuanom Esau mma a wɔte Seir no ho faa Araba mpaperɛ so kwan so firii Elat ne Esion-geber danee yɛn ho bɛtwaa mu Moab serɛ so kwan so.

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nteetee Moab ho, na ɛne wɔn nnni aperepereɛ nnko, na meremma wo wɔn asase no bi nni so, ɛfiri sɛ mede Ar mama Lot mma sɛ wɔnni so.

10 (Emifoɔ na kane no na wɔte soɔ, ɔman a wɔso na wɔdɔɔso na wɔwoware sɛ Anakfoɔ;

11 wɔn nso wɔbu wɔn abrane akɛseɛ sɛ Anakfoɔ; Moabfoɔ na ɛfrɛ wɔn Emifoɔ.

12 Na Seir nso akane no Horifoɔ na na ɛte hɔ, na Esau mma tuu wɔn na wɔsɛee wɔn, wɔn anim, na wɔtenaa wɔn ananmu, sɛdeɛ Israel yɛɛ asase a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ a AWURADE de maa wɔn no.)

13 Afei monsɔre nkɔtwa Sered asuwa. Na yɛtwaa Sered asuwa.

14 Na mfeɛ dodoɔ a yɛde nante firi Kades-barnea bɛsii sɛ yɛtwaa Sered asuwa no yɛ mfirinhyia aduasa nwɔtwe, bɛsii sɛ akofoɔ awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa wuwuiɛ firii nsraban no mu, sɛdeɛ AWURADE kaa wɔn ntam no.

15 Na AWURADE nsa nso daa wɔn so sɛ ɔresɛe wɔn afiri nsraban no mu akɔsi sɛ wɔbɛwie sa.

16 Na akofoɔ no nyinaa saeɛ na wɔwuwu firii ɔman no mu no,

17 AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ:

18 Ɛnnɛ worebɛtwam wɔ Ar, Moab hyeɛ so,

19 na woduru Amon mma hyeɛ so a, nteetee wɔn, anaasɛ ɛne wɔn nnni aperepereɛ, na meremma wo Amon mma asase no bi nni so, ɛfiri sɛ mede mama Lot mma sɛ wɔnni so.

20 (Wɔbu ɛno nso abrane akɛseɛ asase; abrane akɛseɛ na na ɛte so kane no, na Amonfoɔ frɛ wɔn Samsumim,

21 ɔman a wɔso na wɔdɔɔso na wɔwoware sɛ Anakfoɔ; na AWURADE sɛee wɔn wɔn anim maa wɔtuu wɔn tenaa wɔn ananmu,

22 sɛdeɛ ɔyɛ maa Esau mma a wɔte Seir a ɔsɛee Horifoɔ wɔn anim maa wɔtuu wɔn tenaa wɔn ananmu bɛduruu nnɛ yi no.

23 Na Awifoɔ nso a wɔtenaa nkuraa nkuraa kɔduruu Gasa no, Kaftorim a wɔfiri Kaftor baeɛ no, wɔbɛsɛee wɔn tenaa wɔn ananmu.)

Wɔdi Amorifoɔ hene Sihon so

24 Monsɔre ntu nkɔtwa Arnon subonhwa; hwɛ, mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne n’asase mahyɛ wo nsa, firi aseɛ di so na ɛne no nni aperepereɛ na monko.

25 Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mede wo ho suro ne wo ho hu magu soro nyinaa ase aman a wɔbɛte wo nka soɔ, na wɔn ho apopo na wɔn akoma atu w’anim.

26 Na mede asomdwoeɛsɛm mefiri Kedemot serɛ so mesomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Hesbon hene Sihon nkyɛn kɔkaa sɛ:

27 Ma mentwam w’asase so; ɔkwan so ara na mɛfa, meremmane nifa anaa benkum.

28 Tɔn aduane ma me gye sika ma menni, na ma me nsuo nso gye sika ma mennom; me nan hunu na mede bɛtwam,

29 sɛdeɛ Esau mma a wɔte Seir ne Moabfoɔ a wɔte Ar yɛɛ me no, de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛtwa Yordan makɔ asase a AWURADE yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no soɔ.

30 Na Hesbonhene Sihon amma yɛamfa ne nkyɛn antwam, ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn maa no asoɔden honhom na ɔpirim n’akoma, na ɔde no ahyɛ wo nsa sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi.

31 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, mafiri aseɛ mede Sihon ne n’asase mato w’anim, firi aseɛ fa, na di n’asase so.

32 Ɛnna Sihon firi bɛhyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ ɔne yɛn rebɛko wɔ Yahas.

33 Na AWURADE yɛn Nyankopɔn de no hyɛɛ yɛn nsa, na yɛkunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa.

34 Na yɛfaa ne nkuro nyinaa saa berɛ no, na yɛsɛee nkuro no nyinaa pasapasa, mmarima ne mmaa ne mmɔfra, yɛannya wɔn mu fua mpo,

35 gye afieboa nko na yɛfom wɔn faeɛ, ɛne nkuro a yɛfaeɛ no mu asadeɛ.

36 Ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa ano ne kuro a ɛda subonhwa no mu no so de kɔsi Gilead, kuro biara nni hɔ a na ɛyɛ den sene yɛn; AWURADE yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa.

37 Gye Amon mma asase no nko ho na woantwe ampini; Yabok subonhwa nkyɛn mu nyinaa ne mmepɔ no so nkuro ne baabiara a AWURADE yɛn Nyankopɔn amma yɛn ho kwan no.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 3

Wɔdi Og so

1 Ɛnna yɛdanee yɛn ani foro kɔɔ Basan kwan soɔ; na Basan hene Og firi bɛhyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa ne yɛn bɛkoe wɔ Edrei.

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro no, na mede ɔne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, sɛ yɛ no sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no.

3 Na AWURADE yɛn Nyankopɔn de Basan hene Og nso ne ne man nyinaa hyɛɛ yɛn nsa, na yɛkumm wɔn kɔsii sɛ wɔn mu fua mpo anka amma no.

4 Na yɛfaa ne nkuro nyinaa, berɛ no mu; kuro biara nni hɔ a yɛannye wɔn nsam; nkuro aduosia, Argob asase nyinaa, Og ahennie a ɛwɔ Basan.

5 Yeinom nyinaa yɛ nkuro a ɛho wɔ afasuo atenten, aponkɛseɛ, ne adaban; ɛsono nkuraa a ɛdɔɔso bebree no.

6 Na yɛsɛee wɔn pasapasa sɛdeɛ yɛyɛɛ Hesbon hene Sihon no, yɛsɛee nkuro no ne emu mmarima, mmaa ne mmɔfra nyinaa pasapasa.

7 Na afieboa nyinaa ne nkuro no mu asadeɛ deɛ, yɛfom fae.

8 Na yɛgyee asase no firii Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no nsam, saa berɛ no, ɛfiri Arnon subonhwa mu kɔsi Hermon bepɔ ho,

9 (Sidonfoɔ frɛ Hermon sɛ Sirion, na Amorifoɔ frɛ no Senir),

10 asaseta so nkuro nyinaa ne Gilead nyinaa ne Basan nyinaa kɔduru Salka ne Edrei, Basanhene Og ahennie no nkuro.

11 (Na Basanhene Og nko na aka wɔ abrane akɛseɛ nkaeɛ no mu. Hwɛ, ne mpa a ɛyɛ dadeɛ mpa, ɛnsi Amon mma Raba anaa? Ne tentene basafa nan ne fa, na ne tɛtrɛtɛ basafa mmienu, sɛdeɛ onipa basafa teɛ.)

Nsase no mu kyekyɛ

12 Na yɛfaa asase yi saa berɛ no; ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa mu ne Gilead bepɔ fa ne ne nkuro na mede memaa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ;

13 na Gilead nkaeɛ ne Basan nyinaa, Og man a ɛyɛ Argob asase nyinaa, mede maa Manase abusuakuo fa. (Saa Basan no nyinaa na wɔfrɛ no abrane akɛseɛ asase.

14 Manase ba Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so, na ɔde ne din too asase no frɛɛ no Hawot-yair de bɛsi nnɛ da yi.)

15 Na mede Gilead maa Makir.

16 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no, memaa wɔn Gilead fa bi, ɛkɔduru Arnon subonhwa ho a subonhwa no mfimfini ne ɛhyeɛ, de kɔpem Yabok subonhwa no, Amon mma hyeɛ so,

17 Araba mpaperɛ so ne Yordan ne ɛho asase, ɛfiri Kineret kɔsi Araba mpaperɛ so po a ɛne Nkyene Po no ano wɔ Pisga bepɔ ase apueeɛ fam.

18 Na mehyɛɛ mo saa berɛ no sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de asase yi ama mo sɛ monni so, mo akofoɔ nyinaa mmia ntwam nni mo nuanom Israelfoɔ anim;

19 mo yerenom ne mo mma ne mo mmoa deɛ, menim sɛ mowɔ mmoa pii, wɔntena mo nkuro a mede mama mo no mu;

20 nkɔsi sɛ AWURADE bɛma mo nuanom ahome sɛ mo, na wɔn nso wɔadi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn Yordan agya no so, ansa na moasane aba mo agyapadeɛ a mede mama mo no so.

21 Na Yosua nso, mehyɛɛ no saa berɛ no sɛ: W’ani ahunu deɛ AWURADE mo Nyankopɔn de yɛɛ ahemfo baanu yi nyinaa: Saa ara nso na AWURADE bɛyɛ ahennie a woretwam akɔ hɔ nyinaa;

22 monnsuro wɔn, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔbɛko ama mo.

Mose adesrɛ

23 Na mesrɛɛ AWURADE saa berɛ no sɛ:

24 AWURADE Nyankopɔn, wo na woafiri aseɛ de wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no akyerɛ w’akoa, na onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase soɔ a ɔbɛtumi ayɛ wo nnwuma ne wo mmaninneɛ yi bie?

25 Mesrɛ wo, ma mentwa menkɔhwɛ asase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔ fɛfɛ no ne Lebanon.

26 Nanso mo nti AWURADE bo fuu me, na wantie me; na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɛdɔɔso ma wo, nkɔ so ne me nkasa asɛm yi ho bio.

27 Foro kɔ Pisga so, na ma w’ani so hwɛ atɔeɛ ne atifi fam ne anafoɔ ne apueeɛ, na fa w’ani hwɛ, na Yordan yi deɛ, worentwa.

28 Na hyɛ Yosua yie, na hyɛ no den na hyɛ no aboɔduro, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛdi ɔman yi anim akyɛ asase a wobɛhunu no mu ama wɔn.

29 Na yɛtenaa bonhwa no mu, Bet-peor ntentensoɔ.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 4

Ɔsetie ho kɔkɔbɔ

1 Na afei, Israel, tie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mekyerɛ mo sɛ monyɛ no, na moanya nkwa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo nananom Nyankopɔn de rema mo no.

2 Mommfa hwee nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, nanso monnyi mu biribi, na moadi AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ mo yi so.

3 Mo ani ahunu deɛ Baal-peor nti AWURADE yɛeɛ sɛ nnipa a wɔdii Baal-peor akyire nyinaa AWURADE mo Nyankopɔn sɛee wɔn firii mo mu;

4 na mo a mobataa AWURADE mo Nyankopɔn ho no, mo nyinaa te ase nnɛ.

5 Hwɛ, merekyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ, sɛdeɛ AWURADE me Nyankopɔn hyɛɛ me no sɛ monyɛ saa, wɔ asase a morekɔ soɔ akɔfa no so.

6 Enti monni so na monyɛ, ɛfiri sɛ ɛno ne mo nyansa ne mo nhunumu, aman a wɔbɛte ahyɛdeɛ yi nyinaa anim, na wɔbɛka sɛ: Ampa, ɔman anyansafoɔ ne nhunumufoɔ ne ɔman kɛseɛ yi!

7 Na ɔman kɛseɛ bɛn na wɔwɔ onyame bi a ɔbɛn wɔn sɛdeɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛn yɛn, frɛ a yɛfrɛ no no nyinaa mu yi?

8 Na ɔman kɛseɛ bɛn na ɛwɔ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ tenenee sɛ mmara a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa?

9 Monhwɛ mo ho yie, na monhwɛ mo kra nso so yie, na mo werɛ amfiri nsɛm a mo ani ahunu no, na mo nkwa nna nyinaa mu amfiri mo akoma mu, na ma mo mma ne mo asefoɔ nhunu.

10 Ɛda a na wogyina AWURADE wo Nyankopɔn anim, Horeb soɔ no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Boaboa ɔman no ano ma me, na memma wɔntie me nsɛm a wɔnsua mfa nsuro me, nna a wɔde te aseɛ, asase soɔ nyinaa, na wɔmfa nkyerɛ wɔn mma:

11 Na motwe pini bɛgyinaa bepɔ no ase, berɛ a na ogya redɛre de wisie kumɔnn rekɔ soro tɔnn, bepɔ no so, mununkum ne esum kabii mu.

12 Na AWURADE firi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo; sɛdeɛ nsɛm no teɛ no, mo ara motee, na ne tebea bi na moanhunu anka ɛnne no ho.

13 Na ɔkaa n’apam a ɔhyɛɛ mo sɛ monyɛ no kyerɛɛ mo, mmara nsɛm du no, na ɔtwerɛɛ wɔ aboɔpono mmienu so.

14 Na me nso AWURADE hyɛɛ me berɛ no mu sɛ menkyerɛ mo ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a monyɛ, asase a moretwam akɔfa no so.

Abosonsom ho kɔkɔbɔ

15 Enti monhwɛ mo kra so yie, ɛfiri sɛ moanhunu tebea biara da no a AWURADE firi ogya no mu kasa kyerɛɛ mo Horeb soɔ no.

16 Na moanni asɛmmɔne ankɔyɛ ohoni a wɔasene amfa, adeɛ biara tebea, ɔbarima anaa ɔbaa nsɛsoɔ,

17 asase so aboa biara nsɛsoɔ, atakraboa a ɔtu wiem nsɛsoɔ,

18 adeɛ biara a ɛwea fam nsɛsoɔ, apataa biara a ɔwɔ nsuo mu, asase ase nsɛsoɔ.

19 Na woamma w’ani so ankyerɛ soro anhwɛ owia ne ɔsrane ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nnoɔma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no.

20 Na mo deɛ, AWURADE na wayi mo afiri dadeɛ fononoo mu, afiri Misraim sɛ mommɛyɛ n’agyapadeɛ sɛdeɛ moteɛ nnɛ da yi.

21 Na mo nti AWURADE nyaa me abufuo, na ɔkaa ntam sɛ merentwa Yordan na merenkɔ asase pa a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di soɔ no so;

22 na me deɛ, merebɛwu asase yi so, merentwa Yordan, na mo na mobɛtwa akɔfa asase pa no.

23 Monhwɛ mo ho yie na mo werɛ amfiri AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔne mo pameeɛ no, na moanyɛ ohoni a ɛyɛ biribiara a AWURADE wo Nyankopɔn abara woɔ nsɛsoɔ amfa.

24 Na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyeɛ, Onyankopɔn ninkufoɔ.

25 Sɛ mowo mma na mo mma nso wo, na mokyɛre asase no so, na modi asɛmmɔne yɛ ohoni, adeɛ biara tebea, na moyɛ deɛ ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn anim de huru ne bo a,

26 ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ ɛmmɛdi mo adanseɛ sɛ yera na mobɛyera ntɛm soɔ afiri asase a moretwa Yordan akɔfa no so, mo nna renkyɛre so, na mmom sɛeɛ na mobɛsɛe pasapasa.

27 Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu;

28 na ɛhɔ na mobɛsom anyame a ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, nnua ne aboɔ a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛnnidie na ɛnhua adeɛ nhwɛ no.

29 Na ɛhɔ nso mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa hwehwɛ n’akyiri kwan a, mobɛhu no.

30 Sɛ mokɔ ahohiahia mu na nnoɔma yi nyinaa to mo nna a ɛdi akyire no mu a, mobɛsane aba AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn abɛtie ne nne;

31 na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ, ɔrempa mo na ɔrensɛe mo, na ne werɛ remfiri mo nananom apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn no.

32 Na mommu nkɔmpɔ nhwɛ mo akyi, ɛfiri da a Onyankopɔn bɔɔ onipa baa asase soɔ, na mommisa mfiri soro ano kɔpem ano, sɛ wɔayɛ biribi a ɛte sɛ asɛnkɛseɛ yi, anaasɛ wɔate biribi sɛ ɛno,

33 sɛ ɔman bi ate Nyankopɔn nne sɛ ɛfiri ogya mu rekasa, sɛdeɛ woateɛ yi, na wɔanya nkwa anaa?

34 Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ pɛn sɛ ɔbɛkɔ akɔyi ɔman bi afiri ɔman bi mu afa wɔ sɔhwɛ ahodoɔ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne akodie ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene ne ahodwirideɛ akɛseɛ mu, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?

35 Wo deɛ, wɔama woahunu, na woahunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn a obi nni hɔ nka ne ho.

36 Ɔfiri soro ma wotee ne nne sɛ ɔretenetene woɔ, na asase so nso wama woahunu ne gya kɛseɛ no, na woate ne nsɛm afiri ogya mu.

37 Ɛsiane sɛ ɔdɔ wo nananom nti, wayi wɔn asefoɔ a ɛdi wɔn akyire, na ɔde n’anim ne ne tumi kɛseɛ ayi wo afiri Misraim,

38 sɛ ɔrebɛtu aman a wɔso na wɔyɛ den sene woɔ afiri w’anim, sɛ ɔde wo rekɔ hɔ de wɔn asase akɔma wo sɛ awunnyadeɛ, sɛdeɛ ɛte nnɛ da yi.

39 Enti hunu nnɛ, na fa sie w’akoma mu, sɛ AWURADE ne Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so na obi nni hɔ bio.

40 Na di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi so, na awie wo ne wo mma a wɔdi w’akyire yie, na woakye wɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so daa nyinaa.

Mose yi dwanekɔbea nkuro mmiɛnsa

41 Ɛno na Mose yiyii nkuro mmiɛnsa, Yordan agya deɛ owia pue,

42 sɛ onipakumfoɔ a ɔkum ne yɔnko nsapa mu na ɔntane no dada no nnwane nkɔ hɔ, na ɔdwane kɔ nkuro yi baako mu a, wanya nkwa:

43 Ɔyii Beser wɔ ɛserɛ so ne asaseta so maa Rubenfoɔ, ne Ramot wɔ Gilead maa Gadfoɔ, ne Golan wɔ Basan maa Manasefoɔ.

44 Na yei ne mmara a Mose de too Israelfoɔ no anim.

45 Yeinom ne adansesɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a Israelfoɔ firii Misraim baeɛ no, Mose ka kyerɛɛ wɔn

46 Yordan agya, bonhwa no mu, Bet-peor ntentensoɔ, Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a Mose ne Israelfoɔ firi Misraim baeɛ no, wɔkum no no asase so.

47 Na wɔfaa n’asase ne Basan hene Og asase, Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔtenatenaa Yordan agya, apueeɛ fam no, asase,

48 ɛfiri Areor a ɛda Arnon subonhwa ano kɔsi Sion bepɔ (a ɛne Hermon ho),

49 ne Araba mpaperɛ a ɛda Yordan agya apueeɛ no nyinaa kɔduru Araba mpaperɛ so ɛpo no ano wɔ Pisga ase.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 5

Mmara nsɛm du no

1 Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mereka magu mo aso mu nnɛ yi, na monsua, na monni so nyɛ.

2 AWURADE yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam Horeb so;

3 ɛnyɛ yɛn nananom na AWURADE ne wɔn pam apam yi, na ɛyɛ yɛn a ɛnnɛ yɛn nyinaa tete aseɛ yi ara.

4 AWURADE firi ogya no mu bepɔ no ho ne mo dii nhwɛanim na ɔkasaeɛ.

5 Me deɛ, na megyina AWURADE ne mo ntam saa berɛ no, sɛ merekyerɛ mo AWURADE asɛm, ɛfiri sɛ mosuroo ogya no anim na moamforo bepɔ no. Na ɔkaa sɛ:

6 Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo firii Misraim asase soɔ, nkoafie mu no.

7 Nnya anyame afoforɔ nka me ho.

8 Nyɛ ohoni, adeɛ a ɛwɔ wiem ɔsoro ne deɛ ɛwɔ asase so ɛfam ne deɛ ɛwɔ nsuo mu asase ase suban mfa; nkoto wɔn na nsom wɔn.

9 Na me AWURADE wo Nyankopɔn meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma soɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,

10 na meyɛ awoɔ ntoatoasoɔ mpempem a wɔdɔ me na wɔdi me mmara nsɛm so adɔeɛ.

11 Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.

12 Di homeda na hwɛ yɛ no kronkron, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ woɔ no.

13 Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’adeɛ nyinaa;

14 na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn, nyɛ adwuma biara, wo ne wo babarima ne wo babaa, ne w’akoa ne w’afenaa, ne wo nantwie ne w’afunumu ne wo mmoa nyinaa, ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo kuro apono mu, na w’akoa ne w’afenaa ahome sɛ wo.

15 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a wɔatene mu yii wo firii hɔ, enti na AWURADE wo Nyankopɔn hyɛ wo sɛ di homeda no.

16 Di w’agya ne wo na ni, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ woɔ no, na wo nna aware na asi wo yie, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.

17 Nni awu.

18 Na nsɛe awadeɛ.

19 Na mmɔ korɔno.

20 Na nni wo yɔnko ho adansekurumu.

21 Na mma wo kɔn nnɔ wo yɔnko yere. Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fie, n’asase ne n’akoa ne n’afenaa, ne nantwie ne n’afunumu ne biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.

22 Nsɛm yi na AWURADE firi ogya mununkum ne esum kabii no mu de nne kɛseɛ ka kyerɛɛ mo badwa nyinaa, bepɔ no soɔ, na wamfa bi anka ho; na ɔtwerɛɛ no aboɔpono mmienu so de maa me.

23 Na motee ɛnne no firi esum no mu na bepɔ no redɛre no, motwe pinii me nkyɛn, mo mmusuakuo mu atitire nyinaa ne mo mpanimfoɔ

24 bɛkaa sɛ: Hwɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛahunu n’animuonyam ne ne kɛseyɛ, na yɛate ne nne afiri ogya no mu, ɛnnɛ da yi na yɛahunu sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa nanso ɔnya nkwa.

25 Na afei, adɛn nti na yɛnwuo? Ɛfiri sɛ ogya kɛseɛ yi rebɛhye yɛn. Sɛ yɛte AWURADE yɛn Nyankopɔn nne bio a, yɛbɛwuwu.

26 Na honam nyinaa mu hwan na wate Nyankopɔn teasefoɔ no nne sɛ ɛrekasa firi ogya mu, sɛ yɛn, na wanya nkwa?

27 Wo na twe pini hɔ na tie deɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa, na bɛka yɛn deɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka akyerɛ woɔ nyinaa, na yɛbɛtie na yɛayɛ.

28 Na morekasa akyerɛ me no, AWURADE tee mo nsɛm no, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mate ɔman yi nsɛm a wɔaka akyerɛ woɔ no, deɛ wɔaka nyinaa, wɔaka no yie.

29 O, sɛ anka wɔbɛnya akoma a ɛte seyie na wɔde asuro me adi me mmara nsɛm so nna nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma yie daa ɛ!

30 Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Monsane nkɔ mo ntomadan mu.

31 Na wo deɛ, gyina me nkyɛn ha, na menka mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn no nyinaa menkyerɛ wo na wɔnyɛ wɔ asase a mede merema wɔn sɛ wɔmfa no so.

32 Enti monhwɛ na monyɛ sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommmane nifa anaa benkum;

33 ɔkwan a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no nyinaa so na monnanteɛ na moanya nkwa, na asi mo yie, na mo nna aware asase a morekɔnya no so.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 6

Mmara nsɛm kɛseɛ no

1 Na yei ne mmara nsɛm, ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no soɔ,

2 na woasuro AWURADE wo Nyankopɔn adi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a merehyɛ woɔ yi nyinaa so, wo ne wo ba ne wo ba ba, wo nkwa nna nyinaa, na wo nna aware.

3 Enti, Israel, tie, na hwɛ yɛ, na asi wo yie, na woadɔɔso pii, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ka kyerɛɛ woɔ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so.

4 Israel, tie, AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ AWURADE koro.

5 Na fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn.

6 Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna w’akoma so;

7 na fa kyerɛkyerɛ wo mma yie, na kasa ho, w’afitena mu ne wo kwan so nanteɛ mu ne wo nna mu ne wo sɔreɛ mu;

8 na fa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkaeɛ abotire;

9 na twerɛ gu wo fie aponnwa ho ne w’aponkɛseɛ so.

Asoɔden ho kɔkɔbɔ

10 Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nya de wo duru asase a ɔkaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so, nkuro akɛseɛ a ɛyɛ fɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyereeɛ,

11 ne adan a nnepa nyinaa ayɛ no amaama a ɛnyɛ wo na wode hyehyɛɛ mu, ne mmura a wɔatutuo a ɛnyɛ wo na wotutuiɛ, bobe nturo ne ngodua nturo a ɛnyɛ wo na wotetɛeɛ, na sɛ wodidi mee a,

12 hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE a ɔyii wo Misraim asase so firii nkoafie mu no:

13 AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka;

14 monnni anyame foforɔ a wɔfiri amanaman a wɔgugu mo ho no anyame no akyi;

15 na AWURADE wo Nyankopɔn a ɔwɔ wo mu no yɛ Onyankopɔn ninkufoɔ, na AWURADE wo Nyankopɔn abufuo annɛre antia wo, na wansɛe wo amfiri asase ani.

16 Monnsɔ AWURADE mo Nyankopɔn nnhwɛ, sɛdeɛ mosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ no;

17 monni AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ a wahyɛ mo no so pɛpɛɛpɛ;

18 na yɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ AWURADE ani soɔ, na asi wo yie, na woakɔ akɔfa asase pa a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no,

19 na watu w’atamfo nyinaa afiri w’anim, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

20 Sɛ ɔkyena bi, wo ba bisa wo sɛ: Adansesɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ bɛn na AWURADE yɛn Nyankopɔn de hyɛɛ mo yi?

21 Ka kyerɛ wo ba no sɛ: Na anka yɛyɛ Farao nkoa Misraim, na AWURADE de nsa a ɛyɛ den yii yɛn firii Misraim;

22 na AWURADE maa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu baa Misraim, Farao ne ne fie nyinaa so wɔ yɛn anim;

23 na yɛn deɛ, ɔyii yɛn firii hɔ sɛ ɔde yɛn reba de asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn nananom no abɛma yɛn.

24 Na AWURADE hyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ahyɛdeɛ yi nyinaa na yɛnsuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ɛnsi yɛn yie nna nyinaa, na ɔmma yɛnnya nkwa, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi;

25 na sɛ yɛhwɛ di mmara nsɛm yi nyinaa so, AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛdeɛ ɔhyɛɛ yɛn no a, ɛbɛyɛ yɛn ateneneefoɔ.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 7

AWURADE man no kronkronyɛ

1 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn de wo duru asase a worekɔ akɔfa no so, na ɔpamo amanaman pii firi w’anim, Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ, aman nson a wɔdɔɔso na wɔn ho yɛ den sene woɔ,

2 na AWURADE wo Nyankopɔn yi wɔn ma wo ma woku wɔn a, ɛnneɛ sɛe wɔn pasapasa; wo ne wɔn mmpam, na nhu wɔn mmɔbɔ;

3 na ɛne wɔn nnni ayewareɛ, mfa wo mmammaa mma wɔn mma, nso nnye wɔn mmammaa mma wo mma awareɛ.

4 Ɛfiri sɛ ɔbɛdane wo mma ani afiri m’akyi, na wɔasom anyame foforɔ, na AWURADE bo afu mo, na wasɛe wo ntɛm.

5 Na mmom sɛ monyɛ wɔn nie: Monnwiridwiri wɔn afɔrebukyia, na mommubu wɔn aboɔ adum, na montwitwa wɔn abosompɔ ngu, na momfa ogya nhye wɔn ahoni.

6 Na mo yɛ ɔman kronkron ma AWURADE mo Nyankopɔn; mo na AWURADE mo Nyankopɔn ayi mo sɛ mommɛyɛ ɔman a wafa ayɛ ne dea wɔ aman a ɛwɔ asase so nyinaa mu.

7 Ɛnyɛ mo dodoɔ a ɛsene aman nyinaa nti na AWURADE de ne ho abɔ mo ho na wayi mo, ɛfiri sɛ mo na mosua aman nyinaa mu.

8 Na ɛsiane sɛ AWURADE dɔ mo na ɔdi ne ntam a ɔkaa mo nananom no soɔ nti na ɔde nsa a ɛyɛ den yii mo, na ɔgyee mo firii nkoafie firii Misraimhene Farao nsam.

9 Enti hunu sɛ AWURADE wo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn, — Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔkora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara nsɛm so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem soɔ,

10 na ɔtua wɔn a wɔtane no ka wɔ wɔn anim na ɔsɛe wɔn; ɔnyɛ nyaa mma deɛ ɔtane no, ɔbɛtua no ka wɔ n’anim.

11 Enti di mmara nsɛm ne atemmudeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi so, na yɛ.

Setie mu Nhyira

12 Na sɛ motie atemmudeɛ yi na modi so yɛ a, AWURADE wo Nyankopɔn nso bɛdi apam ne adɔeɛ a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no so ama wo,

13 na wadɔ wo ahyira wo ama woadɔre, na wahyira wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ne w’anantwie mma ne wo nnwan mma, asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom sɛ ɔde bɛma woɔ no so.

14 Wɔbɛhyira wo asene aman nyinaa; ɔbarima anaa ɔbaa, anaa w’afieboa renyɛ obonini wɔ wo mu.

15 Na AWURADE bɛyi yadeɛ nyinaa afiri wo so, na ɔremfa Misraim yadeɛ bɔne a wonim no biara nto wo so, na ɔde bɛto wɔn a wɔtane woɔ nyinaa so.

16 Na sɛe aman a AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛma woɔ no nyinaa; mma w’ani nnhu wɔn mmɔbɔ, na nsom wɔn anyame, ɛfiri sɛ ɛno bɛyɛ fidie ama wo.

17 Sɛ wose no w’akoma mu sɛ: Amanaman yi dɔɔso sene me, mɛyɛ dɛn na matumi matu wɔn?

18 Nsuro wɔn, na kae deɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛɛ Farao ne Misraim nyinaa,

19 sɔhwɛ akɛseɛ a w’ani hunuiɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene mu a AWURADE wo Nyankopɔn de yii woɔ no; saa na AWURADE wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wosuro wɔn no nyinaa.

20 Nkotokurodu nso na AWURADE wo Nyankopɔn bɛsoma ama wɔakɔ wɔn mu akɔsi sɛ wɔn a wɔaka na wɔahunta no bɛsɛe w’anim.

21 Mma wɔn anim nnyɛ wo hu, na AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu ne no.

22 Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛpamo amanaman yi afiri w’anim nkakrankakra; nsɛe wɔn prɛko, na ewiram mmoa annɔɔso wo so.

23 Na AWURADE wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa, na ɔbɛma ahodwirie kɛseɛ aba wɔn mu akɔsi sɛ wɔbɛsɛeɛ.

24 Na ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ wo nsa, na woasɛe wɔn din afiri wiase; obiara rentumi nnyina w’anim de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛsɛe wɔn.

25 Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhye; mma w’ani mmmere ɛho dwetɛ ne sika, na mfa bi, na ansum wo fidie, ɛfiri sɛ ɛyɛ AWURADE wo Nyankopɔn akyiwadeɛ.

26 Na mfa akyiwadeɛ nkɔ wo fie, na woanyɛ abusudeɛ sɛ ɛno; ma no nyɛ wo tane, na kyi, ɛfiri sɛ ɛyɛ abusudeɛ.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 8

Asetena mu ahwɛyie

1 Mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa monhwɛ nyɛ, na moanya nkwa, na moadɔre, na moakɔ akɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo nananom no adi so.

2 Na kae kwan a AWURADE wo Nyankopɔn maa wonantee so mfirinhyia aduanan yi ɛserɛ soɔ no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahunu deɛ ɛwɔ w’akoma mu, sɛ wobɛdi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni so.

3 Na ɔbrɛɛ wo ase maa ɛkɔm dee wo, na ɔde mana a wonnim na wo nananom nso nnim maa wo diiɛ, na wama woahunu sɛ, ɛnyɛ aduane nko so na onipa nam bɛtena aseɛ, na adeɛ biara a ɛfiri AWURADE anomu so na onipa nam tena aseɛ.

4 Wo ntoma ansu wo ho, na wo nan anhonhon mfirinhyia aduanan yi mu.

5 Na hunu no w’akoma mu sɛ, sɛdeɛ onipa tea ne ba no, saa ara na AWURADE wo Nyankopɔn tea woɔ.

6 Enti di AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm so, sɛ wobɛnante n’akwan soɔ na woasuro no.

7 Na AWURADE wo Nyankopɔn de wo rekɔ asase pa so, asase a ɛso wɔ nsubɔntene, nsuo aniwa ne atareɛ a ɛfifiri mmonhwa ne mmepɔ mu sene,

8 asase a ayuo ne atokoɔ ne bobe ne borɔdɔma ne atoaa wɔ soɔ, asase a ɛso wɔ ngodua ne ɛwoɔ,

9 asase a worenni so aduane na, na biribiara renhia wo wɔ soɔ, asase a n’aboɔ yɛ dadeɛ, na wɔbɛtu kɔbere afiri ne mmepɔ mu.

10 Na sɛ wodidi mee a, hyira AWURADE wo Nyankopɔn, asase pa a ɔde ama woɔ no nti.

11 Hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE wo Nyankopɔn sɛ worenni ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ;

12 na sɛ wodidi mee na wosisi adan pa tena mu,

13 na w’anantwie ne wo nnwan dɔre, na wo dwetɛ ne wo sika dɔɔso ma wo, na adeɛ a wowɔ nyinaa dɔɔso a,

14 hwɛ yie na w’akoma amma ne ho so, na wo werɛ amfiri AWURADE wo Nyankopɔn a ɔyii wo Misraim asase so firii nkoa fie no;

15 ɔno na ɔdii w’anim de wo faa ɛserɛ kɛseɛ a awɔ a wɔn ano wɔ borɔ ne anyanyankyerɛ wɔ, ne nkyɛkyerɛ a nsuo nni hɔ so; ɔyii nsuo firii ɔbohemmaa botan mu maa wo;

16 ɔde mana a wo nananom nnim maa wodii wɔ ɛserɛ so, sɛ ɔrebrɛ wo aseɛ na wasɔ wo ahwɛ, na awieeɛ no, wayɛ wo yie,

17 na woanka no w’akoma mu sɛ: M’ahoɔden ne me nsa den na ama manya ahonyadeɛ yi,

18 na mmom kae AWURADE wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔma wo ahoɔden a wode nya wo ho, na wama n’apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no atim sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

19 Na sɛ wo werɛ firi AWURADE wo Nyankopɔn, na wokɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn na wosɔre wɔn a, medi wo adanseɛ nnɛ, sɛ sɛeɛ na mobɛsɛeɛ.

20 Sɛ amanaman a AWURADE sɛe wɔn firi mo anim no, saa ara na mobɛsɛeɛ, ɛfiri sɛ moantie AWURADE mo Nyankopɔn nne.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 9

Israelfoɔ ahantan

1 Israel, tie! Worebɛtwa Yordan nnɛ akɔ akɔtu amanaman a wɔsoso na wɔn ho yɛ den sene woɔ, afa nkuro akɛseɛ a wɔatoto ho afasuo akɔ soro,

2 ɔman kɛseɛ a wɔwowareɛ, Anakfoɔ mma a woni wɔn na woate wɔn ho asɛm sɛ: Hwan na ɔbɛgyina Anak mma anim?

3 Na hunu nnɛ sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ne deɛ ɔdi w’anim retwa, sɛ ogya a ɛhyeɛ; ɔno na ɔbɛsɛe wɔn, na wabrɛ wɔn ase, w’anim, na watu wɔn asɛe wɔn ntɛm, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ woɔ no.

4 Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn tu wɔn firi w’anim gu a, nka no w’akoma mu sɛ: Me tenenee nti na AWURADE de me baa sɛ memmɛfa asase yi; na amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE retu wɔn afiri w’anim.

5 Ɛnyɛ wo tenenee ne w’akoma a ɛtene nti na worekɔ akɔfa wɔn asase, na mmom amanaman yi abɔnefosɛm nti na AWURADE wo Nyankopɔn retu wɔn afiri w’anim, na wama asɛm a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom, Abraham, Isak ne Yakob no atim.

6 Enti hunu sɛ ɛnyɛ wo tenenee nti na AWURADE wo Nyankopɔn de asase pa yi rema wo sɛ di soɔ, na ɔman a wɔn kɔn asene ne wo.

7 Kae na mma wo werɛ mmfi, sɛdeɛ wohyɛɛ AWURADE wo Nyankopɔn abufuo ɛserɛ soɔ no; ɛfiri da a wofirii Misraim asase soɔ de bɛsii sɛ mobaa ha yi, mote ne so atua.

8 Na Horeb nso mohyɛɛ AWURADE abufuo, na ɛmaa ne bo fuu mo sɛ anka ɔbɛsɛe mo;

9 ɛberɛ a meforoo bepɔ no sɛ merekɔgye aboɔpono, apam a AWURADE ne mo pameeɛ no apono no, medii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom;

10 na AWURADE maa me aboɔpono mmienu a wɔde Nyankopɔn nsateaa twerɛeɛ a nsɛm a AWURADE firii ogya mu wɔ bepɔ no so ne mo kaa no dwabɔ da no nyinaa wɔ soɔ.

11 Na adaduanan awia ne anadwo no wiee duro no, AWURADE de aboɔpono mmienu, apam apono no, maa me,

12 na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre siane firi ha ntɛm, na ɔman a wokɔyii wɔn firii Misraim no adi asɛmmɔne. Wɔadane ntɛm afiri ɔkwan a mehyɛɛ wɔn no so; wɔayɛ ohoni a wɔaguo afa.

13 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mahunu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene;

14 gyaa me ma mensɛe wɔn, na mempepa wɔn din mfiri asase so, na mede wo bɛyɛ ɔman a ɛyɛ den na ɛso sene wɔn.

15 Ɛnna medanee me ho mefirii bepɔ no so mesianeeɛ, na bepɔ no redɛre ogya, na apam apono mmienu no kurakura me nsam;

16 na mehunui, na hwɛ, na moayɛ AWURADE mo Nyankopɔn bɔne ayɛ nantwie ba a wɔaguo afa: Moamane ntɛm afiri ɔkwan a AWURADE hyɛɛ mo no so.

17 Ɛnna mefaa apono mmienu no meto firii me nsam guiɛ, na mebobɔɔ no wɔ mo anim.

18 Na mehwee AWURADE anim ase sɛ kane no, adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom, mo bɔne a moyɛeɛ nyinaa, sɛ moyɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ AWURADE ani so de hyɛɛ no abufuo no nti.

19 Na mesuroo abufuhyeɛ a AWURADE anya no mo ho na ɔde rebɛsɛe mo no. Na AWURADE tiee me saa berɛ no nso.

20 Na AWURADE faa Aaron ho abufuo kɛse sɛ ɔrebɛsɛe no, na mepaa kyɛw memaa Aaron nso saa berɛ no.

21 Na mefaa mo bɔne a moyɛeɛ a ɛne nantwie ba no, na mede ogya mehyee, na mesi meyam no muhumuhu kɔsii sɛ ɛfee sɛ mfuturo, na metoo ne mfuturo no guu asuo a ɛfiri bepɔ no so sene no mu.

22 Na Tabera ne Masa ne Kibrot-hataawa nso mohyɛɛ AWURADE abufuo.

23 Na AWURADE somaa mo firi Kades-barnea kaa sɛ: Momforo nkɔfa asase a mede mama mo no, motee AWURADE mo Nyankopɔn anomu asɛm so atua, na moannye no anni, na moantie ne nne.

24 AWURADE anim atuatefoɔ ne mo firi da a mehunuu mo.

25 Na mehwee ase AWURADE anim adaduanan, awia ne anadwo. Mehwee ase, ɛfiri sɛ na AWURADE aka sɛ ɔrebɛsɛe mo.

26 Ɛno nti mepaa AWURADE kyɛw sɛ: AWURADE Nyankopɔn, nsɛe wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye wɔn na wode nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no.

27 Kae wo nkoa Abraham, Isak ne Yakob; nnane w’ani nhwɛ ɔman yi asoɔden ne wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne,

28 na asase a woyii yɛn firii soɔ no sofoɔ anka sɛ: AWURADE antumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa wɔn ɛho asɛm no so, na tane a ɔtane wɔn nti na ɔde wɔn firi kɔɔ sɛ ɔrekɔkunkum wɔn ɛserɛ soɔ.

29 Na wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a wode wo tumi kɛseɛ ne wo nsa a woatene ayi wɔn.

Categories
Deuteronomium

Deuteronomium 10

Aboɔ apono no ho asɛm

1 Saa berɛ no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sene aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no na fa foro bra me nkyɛn bepɔ no so, na yɛ dua adaka;

2 na mɛtwerɛ nsɛm a ɛwɔ kane apono a wobobɔeɛ no soɔ no mahyɛ apono no so, na fa sie adaka no mu.

3 Na meyɛɛ okuo adaka, na mesenee aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na meforoo bepɔ no a apono mmienu no kura me nsam.

4 Na AWURADE twerɛɛ apono no so sɛ kane ntwerɛeɛ no, nsɛm du no a ɔfiri ogya no mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so dwabɔ da no, na ɔde maa me.

5 Na medanee me ho siane firii bepɔ no so, mede apono no mebɛsiee adaka a meyɛeɛ no mu, na ɛwɔ hɔ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ me no.

6 (Na Israelfoɔ tu firii Beerot-bene-yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wuiɛ na wɔsiee no wɔ hɔ, na ne ba Eleasa sii n’ananmu dii sɔfoɔ.

7 Ɛfiri hɔ na wɔtu kɔɔ Gudgod, na wɔfirii Gudgod kɔɔ Yotbat, asase a nsutene wɔ soɔ.

8 Saa berɛ no na AWURADE yii Lewifoɔ abusuakuo sɛ wɔnsoa AWURADE apam adaka no, na wɔnnyina n’anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira, a wɔayɛ de abɛduru nnɛ da yi.

9 Enti na Lewi annya kyɛfa ne agyapadeɛ ne nuanom mu. AWURADE ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.)

10 Na me deɛ, megyinaa bepɔ no so sɛ kane no, adaduanan awia ne anadwo, na AWURADE tiee me saa berɛ no nso, na wampɛ sɛ ɔsɛe woɔ.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔdi ɔman no anim ma wɔntu nkɔfa asase a mekaa wɔn nananom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.

AWURADE apɛdeɛ

12 Na afei, Israel, ɛdeɛn na AWURADE wo Nyankopɔn repɛ no wo nkyɛn? Ɛne sɛ wobɛsuro AWURADE wo Nyankopɔn, na wonante n’akwan nyinaa soɔ, na woadɔ no, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa asom AWURADE wo Nyankopɔn,

13 na woadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ, na asi wo yie.

14 Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro yɛ AWURADE wo Nyankopɔn dea, asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.

15 Nanso wo nananom nko na AWURADE bata wɔn ho sɛ ɔbɛdɔ wɔn, na wayi wɔn asefoɔ a wɔdi wɔn akyire a ɛne mo, afiri aman nyinaa mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

16 Enti montwitwa mo akoma twetia, na monnsene mo kɔn bio.

17 Na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn, ne Awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛseɛ no, Otumfoɔ a ne ho yɛ hu a ɔnhwɛ nnipa anim na ɔnnye adanmudeɛ;

18 ɔbu atɛn ma awisiaa ne okunafoɔ, na ɔdɔ ɔhɔhoɔ ma no aduane ne nkataho.

19 Enti monnɔ ahɔhoɔ, ɛfiri sɛ moyɛɛ ahɔhoɔ Misraim asase so.

20 AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka.

21 Ɔno ne w’ayeyie, na ɔne wo Nyankopɔn a wayɛ nnoɔma akɛseɛ a ɛyɛ hu a w’ani ahunu yi ama woɔ.

22 Akra aduɔson na wo nananom de siane kɔɔ Misraim, afei AWURADE wo Nyankopɔn ayɛ wo dodoɔ sɛ ɔsoro nsoromma.