Categories
Daniel Gr

Daniel Gr 11

Ɔbɔfoɔ no abakɔsɛm ho nkɔmhyɛ

1 Na me deɛ, Mediani Dario afe a ɛdi kan mu no megyinaa sɛ meresɔ ne mu na mahyɛ no den.

2 Na afei na merekyerɛ wo nokorɛ no: Hwɛ, ahemfo baasa bɛda so asɔre wɔ Persia, na deɛ ɔtɔ so nnan no bɛnya ahonyadeɛ kɛse asene wɔn nyinaa, na sɛ ɔnya n’ahonyadeɛ no mu ahoɔden a, ɔbɛhwanyan ade nyinaa atia Hela ahemman.

3 Na ɔhene dɔmmarima bi bɛsɔre, na ɔde tumi kɛseɛ bɛdi hene, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ.

4 Na ɔgyina a, n’ahennie bɛbɔ, na wɔakyɛ mu akɔ ɔsoro mframa nnan no mu; nanso wɔremfa mma n’asefoɔ, na ɛrenyɛ sɛ ne tumi a ɔde dii hene no; na wɔbɛtutu n’ahennie de ama afoforɔ na ɛnyɛ yeinom.

5 Na anafoɔ fam hene no bɛyɛ den, nanso ne mmapɔmma mu baako bɛyɛ den akyɛne no, na wanya tumi; na ne tumi bɛyɛ tumi kɛseɛ.

6 Na mfeɛ bi akyiri no, wɔbɛfefa wɔn ho ayɔnkoɔ, na anafoɔ fam hene no babaa aba atifi fam hene nkyɛn sɛ ɔne no rebɛyɛ asomdwoeɛ apam; nanso ɔbaa no renkura ne basa ahoɔden no mu, na ɔbarima no ne ne basa nso rennyina; na wɔbɛyi ɔbaa no ne wɔn a wɔde no baeɛ, deɛ ɔwoo no ne deɛ ɔsɔɔ no mu, mmerɛ no mu no, ama.

7 Na ɔbaa no nhini mu duban bi a ɛfefɛeɛ bɛsɔre asi n’ananmu, na ɔde dɔm bɛba, na wabɛhyɛne atifi fam hene no abankɛseɛ mu, na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so.

8 Na ɔbɛfa wɔn anyame nso ne wɔn guo ahoni ne wɔn dwetɛ ne sika nnwinneɛ afɛfɛ nnommum akɔ Misraim. Na mfeɛ bi ɔbɛtwe ne ho afiri atifi fam hene no ho.

9 Na ɔbɛba anafoɔ fam hene no ahennie mu deɛ, nanso ɔbɛsane akɔ n’asase so.

10 Na ne mma bɛdi ako, na wɔbɛboa dɔm akɛseɛ asafo yuu ano, na ɔbaako bɛba sɛ nsuo a ayiri asram so, na ɔbɛsane adi ako akɔduru n’abankɛseɛ ho.

11 Na anafoɔ fam hene no ani bɛbere, na ɔbɛfiri aba ne ɔno atifi fam hene no abɛko. Na atifi fam hene de asafo yuu kɛseɛ bɛgyina hɔ, nanso wɔbɛdi nkoguo.

12 Na anafoɔ hene asafo yuu no bɛsɔre, na n’akoma ama ne ho so, na ɔbɛka mpem du du agu fam, nanso ɔrenni nim nkyɛre.

13 Na atifi fam hene no bɛsane de asafo yuu a ɛso sene kane deɛ no abɛgyina hɔ, na mfeɛ bi akyiri no, ɔde dɔm kɛseɛ ne ade pii bɛba anafoɔ hene so.

14 Na mmerɛ no mu no, nnipa pii bɛsɔre atia anafoɔ fam hene no, na wo man atuatefoɔ bi bɛma wɔn ho so sɛ wɔrema anisoadehunu no atim, nanso wɔbɛhwehwe ase.

15 Na atifi fam hene no bɛba, na wabɛhɔre dosie, na wafa kuro bi a ɛyɛ den, na anafoɔ fam abasa rentumi nnyina, na ne man a wɔayi wɔn nso rennya ahoɔden nnyina.

16 Na deɛ ɔba ne soɔ no bɛyɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛgyina n’anim; na ɔbɛgyina asase fɛfɛ no so, na ɔde ne nsa asɛe no.

17 Na ɔde bɛsi n’anim sɛ ɔde n’ahemman nyinaa mu ahoɔden bɛba, na ɔne no abɛyɛ asomdwoeɛ apam. Na ɔde mmaa no mu bi bɛma no de asɛe ahemman no; nanso ɛrennyina, na ɛrenyɛ no mfasoɔ biara.

18 Na ɔbɛdane n’ani akyerɛ nsuano aman, na ɔbɛfa bebree. Na ɔsafohene bi bɛma no agyae ahohora no bɔ, na mpo wadane ahohora no agu ɔno ara ne so.

19 Na ɔbɛdane n’ani akyerɛ ɔno ara n’asase so abankɛseɛ, nanso ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhu no.

Ɔhene no ho nkɔnhyɛ

20 Na obi bɛsɔre asi n’ananmu a ɔbɛma ɔtogyefoɔ pempensifoɔ bi abɛfa ahemman no animuonyanneɛ mu akorɔ, nanso nna kakraa bi mu wɔbɛsɛe no, nso ɛnyɛ abufuo anaa ɔsa mu.

21 Na ɔhohorani bi bɛsɔre asi n’ananmu a wɔmfaa ahennie mu animuonyam mmaa no; na ɔbɛfiri awora aba de tɛkyerɛmakyene abɛfa ahennie no mu.

22 Na wɔde abasa a ɛte sɛ nsuyire bɛpia wɔn akɔ na wɔabubu wɔn ne apam berempɔn no nso wɔ n’anim.

23 Nanso ɔne no pam wie a, ɔbɛtwa no nkontompo, na watu aba de wɔn dɔm ketewa bi abɛdi nim;

24 ɔbɛfiri awora aba asase no so deɛ ɛhɔ yɛ fɔɔfɔɔ, na wabɛyɛ deɛ n’agyanom ne ne nananom nyɛɛ da, ɔbɛpete afom adeɛ ne asadeɛ ne ahodeɛ ama wɔn, na ɔbɛbɔ ne tirim pɔ, aban a ɛyɛ den no ho akɔduru berɛ bi so.

25 Na ɔde dɔm kɛseɛ bɛkanyan n’ahoɔden ne mmaninyɛ atia anafoɔ fam hene no, na anafoɔ fam hene no de dɔm a ɛyɛ den bebree pa bɛtu sa, na ɔrennyina, ɛfiri sɛ wɔakɔ ne tiri so apam.

26 Na wɔn a wɔne no to nsa didie na ɛbɛsɛe no, na wɔapia ne dɔm akɔ, na nnipa bebree bɛtotɔ.

27 Na ahemfo baanu no deɛ, wɔn akoma bɛdwene asɛmmɔne na wɔaka atorosɛm didipono baako ho; nanso ɛrenyɛ wɔn mfasoɔ biara, ɛfiri sɛ awieeɛ no bɛba ara ɛberɛ a wɔahyɛ no mu.

28 Na atifi hene no de ahodeɛ kɛseɛ bɛsane akɔ n’asase so, nanso n’ani bɛsa apam kronkron no ara, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ na wasane akɔ n’asase so.

29 Berɛ a wɔahyɛ no mu, ɔbɛsane aba anafoɔ fam, nanso akyire deɛ no renyɛ sɛ kane deɛ no.

30 Na Kitifoɔ ahyɛn bɛba ne so; enti n’akoma bɛtu na wasane, na ne bo bɛhuru apam kronkron no, na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ, na wasane na n’ani aba wɔn a wɔgyaa apam kronkron no so.

31 Na ɔde asraafoɔ bɛsisi hɔ, na wɔagu kronkronbea ne aban no ho fi, na wɔayi daa afɔdeɛ no hɔ, na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman no asi hɔ.

32 Na wɔn a wɔbɔ apam no ho mmusuo no, ɔde tɛkyerɛmakyene bɛsɛe wɔn ara; nanso wɔn a wɔnim wɔn Nyankopɔn no bɛhyɛ wɔn ho den, na wɔayɛ adeɛ.

33 Na ɔman no mu wɔn a wɔnim de no bɛma nnipa bebree anya nhunumu, nanso wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano ne ogyaframa mu, nnommumfa ne ɛfomfa mu, nna bi.

34 Na sɛ wɔtotɔ saa a, wɔde mmoa ketewaa bi na ɛbɛboa wɔn, na nnipa bebree de adɔkɔdɔkɔsɛm bɛbata wɔn ho.

35 Na mmadwemma no bi bɛtotɔ na wɔde ayi wɔn mu fi de ate wɔn ho ahoa wɔn ho fitaa akɔsi awieeɛ berɛ no, ɛfiri sɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no bɛba ara.

36 Na ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so adi onyame biara so akokurokosɛm, na ɔbɛka anwanwasɛm atia anyame mu Nyame no, na ɛbɛsi no yie akɔsi sɛ wɔbɛda abufuo no adi awie; na deɛ wɔahyɛ no pintinn no, wɔbɛyɛ.

37 Na ɔremmu ne nananom anyame, na ɔremmu mmaa anigyedeɛ no ne onyame biara, na ɔbɛdi ade nyinaa so akokurokosɛm.

38 Na ɔbɛdi abandenden nyame no ni asi wɔn ananmu, na onyame a ne nananom nnim no no, ɔde sika ne dwetɛ ne abohene ne afɛfɛdeɛ bɛdi no ni.

39 Na ɔde onyame nanani bi na ɛne abandenden a ɛyɛ den koraa no bɛdie; deɛ ɔbu no no, ɔbɛma n’animuonyam ayɛ kɛse na wama no adi nkurɔfoɔ bebree so, na wakyɛ asase de ayɛ akatua.

Awieeɛ berɛ no

40 Na awieeɛ berɛ no mu na anafoɔ fam hene no ne no de bɛbɔ anim, na atifi fam hene no de nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ ne ahyɛn bebree bɛtu aba ne so sɛ ahum, na waba nsase no so sɛ nsuo a ayiri asram so.

41 Na ɔbɛba asase fɛfɛ no so, na nnipa bebree bɛtotɔ; na yeinom bɛfiri ne nsam afi: Edom ne Moab ne Amonfoɔ mu fa titire.

42 Na ɔbɛtene ne nsa nsase no so, na Misraim asase remfiri mu mfi,

43 na ɔbɛnya sika ne dwetɛ akoradeɛ ne Misraim afɛfɛdeɛ nyinaa adi so, na Libiafoɔ ne Etiopiafoɔ bɛdi n’anammɔn akyi.

44 Nanso nsɛm a ɔbɛte afiri apueeɛ ne atifi fam bɛyi no hu, na ɔde anibereɛ kɛseɛ bɛfiri akɔ sɛ ɔrekɔsɛe na wadwerɛ nnipa bebree.

45 Na ɔbɛsi n’ahemfie ntomadan ɛpo no ne bepɔ fɛfɛ kronkron no ntam, nanso n’awieeɛ bɛba a obiara nni hɔ a ɔbɛdi aboa no.

Categories
Daniel Gr

Daniel Gr 12

1 Ɛberɛ no mu na Mikael, ɔbɔfoɔ titire a ɔgyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina. Na ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ a ɛfirii sɛ ɔman baeɛ no bɛsi berɛ no soɔ ɛmmaa da, na ɛberɛ no mu na wɔbɛgye wo manfoɔ afiri mu, obiara a wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ ne din nwoma no mu no.

Owusɔreɛ ne ananmuhyɛ

2 Na wɔn a wɔadeda fam dɔteɛ mu no bebree bɛnyane, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohoradeɛ ne daa ahiyie mu.

3 Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛdeɛ ewiem hyerɛn, na wɔn a wɔdane nnipa bebree kɔɔ tenenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem.

4 Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nwoma no ano kɔduru awieeɛ berɛ no so; nnipa bebree bɛdwane adi akɔneaba, na nimdeɛ adɔɔso.

Nkɔmhyɛ a wɔasɔ ano no

5 Na me, Daniel, mehwɛe, na hwɛ, na mmarima baanu foforɔ gyina hɔ, ɔbaako wɔ asubɔnten no nsunoa ha, na ɔbaako wɔ asubɔnten no nsunoa ha.

6 Na ɔbaako ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no atifi no sɛ: Da bɛn na anwanwadeɛ no awieeɛ bɛba mu?

7 Na metee onipa a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no soɔ no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa deɛ ɔte ase daa no ho ntam sɛ ɛnkɔduru berɛ, mfeɛ mmiɛnsa ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wɔbɛwie yeinom nyinaa.

8 Na metee, na mante aseɛ, na mese: Me wura, nnoɔma yi awieeɛ bɛsi sɛn?

9 Na ɔse: Daniel, kɔ ɛ, na wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano de rekɔsi awieeɛ berɛ no so.

10 Wɔbɛte nnipa bebree ho ahoa wɔn ho ama wɔapɔ, na abɔnefoɔ bɛkɔ so ara adi asɛmmɔne, na abɔnefoɔ nyinaa renhunu aseɛ, na mmadwemma na ɛbɛte aseɛ.

11 Na ɛfiri berɛ a wɔbɛyi daa afɔdeɛ na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduɔkron.

12 Nhyira ne deɛ ɔtwɛn na ɔkɔduru nna apem ahasa aduasa nnum no soɔ.

13 Na wo Daniel deɛ kɔ kɔduru awieeɛ, na woakɔhome na wɔasɔre akɔnya wo kyɛfa, nna a ɛdi akyire no mu.

Categories
Daniel Gr

Daniel Gr 13

Susana ne Daniel atemmuo

1 Na ɔbarima bi te Babel a wɔfrɛ no Yoakim.

2 Ɔwaree Hilkia babaa a wɔfrɛ no Susana, ɔbaa hoɔfɛni a ɔsuro Awurade.

3 N’awofoɔ yɛ nnipa a wɔtene, na wɔatete wɔn babaa no wɔ Mose mmara kwan so.

4 Na Yoakim yɛ ɔdefoɔ, a ɔwɔ turo fɛfɛ bi a ɛtoa ne fie so; na Yudafoɔ taa ba ne nkyɛn ɛfiri sɛ, ɔno ne deɛ wɔbu no kɛseɛ wɔ wɔn nyinaa mu.

5 Saa afe no mu, wɔyii mpanimfoɔ mmienu firii ɔman no mu sɛ atemmufoɔ. Ɛfa wɔn ho deɛ, na Awurade aka sɛ: Amumuyɛ firi Babel na ɛbaeɛ, ɛfiri mpanimfoɔ a wɔyɛ atemmufoɔ no hɔ, wɔn a ɛsɛ sɛ wɔbu ɔman no.

6 Na saa mmarima yi taa kɔ Yoakim fie, ne wɔn a wɔwɔ amansosɛm ba wɔn hɔ.

7 Sɛ ɛduru owigyinaeɛ na sɛ nkurɔfoɔ no kɔ a, Susana taa tu mpasa wɔ ne kunu turom hɔ.

8 Da biara na mpanimfoɔ mmienu yi taa hwɛ no sɛ ɔredi akɔneaba, na wɔn kɔn firii aseɛ dɔɔ no.

9 Wɔhyɛɛ wɔn adwene so na wɔdanee wɔn ani firii Ɔsoro hwɛ anaasɛ wɔrekae asodie a wɔwɔ sɛ wɔbɛbu atɛn no so.

10 Susana ho akɔnnɔ bunkam faa wɔn baanu so, nanso wɔn mu biara anka ne haw ankyerɛ ne yɔnko,

11 ɛfiri sɛ na ɛyɛ aniwuo ma wɔn sɛ wɔbɛka akɔnnɔ a wɔanya sɛ wɔpɛ no no.

12 Da biara, na wɔde ahoperɛ hwɛ no.

13 Da koro bi wɔka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: Ma yɛnkɔ fie, ɛfiri sɛ ɛberɛ a wɔde didi awia aso. Saa nti wɔn baanu firii hɔ na wɔdii mpaepae mu.

14 Nanso wɔsanee wɔn akyi no, wɔbɛhyiaa mu bio; na ɛberɛ a wɔn nyinaa hyehyɛɛ wɔn ho bisaa deɛ nti wɔyɛɛ saa no, wɔkekaa wɔn akɔnnɔ kyerɛɛ wɔn ho. Afei wɔhyɛɛ berɛ bi a wɔde bɛhu ɔno nko ara.

Mpanimfoɔ no hwɛ sɛ wɔdaadaa Susana

15 Da bi a na wɔrehwehwɛ anya berɛ a ɛsɛ no, ɔhyɛnee hɔ sɛdeɛ wayɛ pɛn no a mmaawa mmienu ka ne ho, na ɔpɛ sɛ ɔdware wɔ turo mu hɔ, ɛfiri sɛ na awia no abɔ dendeenden.

16 Na obiara nni hɔ ka mpanimfoɔ mmienu a wɔakɔhunta na wɔrehwɛ no no ho.

17 Ɔka kyerɛɛ ne mmaawa no sɛ: Momfa ngo ne ngo hwamhwam, na monto turom hɔ apono no mu na mentumi nnware.

18 Wɔyɛɛ sɛdeɛ Susana ka kyerɛɛ wɔn no. Wɔtotoo turom hɔ apono no mu na wɔkɔɔ nkyɛnmu apono no ho kɔfaa deɛ wahyɛ wɔn no; wɔanhunu mpanimfoɔ no, ɛfiri sɛ na wɔanhunta.

19 Ɛberɛ a mmaawa no firii adie no, mpanimfoɔ mmienu no sɔre kɔɔ ne so.

20 Wɔkaa sɛ: Hwɛ, wɔatoto turom apono no mu, na obiara renhunu yɛn. Wo ho akɔnnɔ ahyɛ yɛn ma; enti pene so na wo ne yɛn nna.

21 Sɛ woampene so a, yɛbɛdi adanseɛ atia wo sɛ na aberanteɛ ka wo ho, na ɛno nti na womaa wo mmaawa no kɔeɛ.

22 Susana sii apene kaa sɛ: Fidie ayi me. Ɛfiri sɛ, sɛ meyɛ yei a, ɛyɛ owuo ma me; na sɛ manyɛ nso a, merentumi nnwane mfiri mo nsam.

23 Mɛpɛ sɛ menyɛ; mɛwu wɔ mo nsam sene sɛ mɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so.

24 Afei Susana de nne kɛseɛ teaam, na mpanimfoɔ mmienu no teateaam guu ne so.

25 Na wɔn mu baako tuu mmirika kɔbuee turo no mu apono no.

26 Na ɛberɛ a nnipa a wɔwɔ efie hɔ tee nteateam wɔ turom hɔ no, wɔtuu mmirika faa nkyɛnmu pono no mu hɔ kɔhwɛɛ deɛ ayɛ no.

27 Na ɛberɛ a mpanimfoɔ no bɔɔ wɔn nkuro no, ɛyɛɛ asomfoɔ no aniwu kɛseɛ, ɛfiri sɛ na wɔntee asɛm a ɛte saa a ɛfa Susana ho pɛn.

Mpanimfoɔ no di adanseɛ tia Susana

28 Adeɛ kyeeɛ no, ɛberɛ a nkurɔfoɔ twa hyiaa wɔ ne kunu Yoakim fie no, mpanimfoɔ mmienu no baeɛ a amumuyɛ pɔ ahyɛ wɔn mu ma, a wɔde repɛ Susana wuo. Nnipa no anim na wɔkaa sɛ:

29 Monsoma nkɔfrɛ Hilkia babaa Susana a ɔyɛ Yoakim yere no mmra.

30 Saa nti wɔsoma kɔfrɛɛ no. Na ɔne n’awofoɔ, ne mma, ne n’abusuafoɔ baeɛ.

31 Na Susana yɛ ɔbaa a wapɔ kɛse na ne ho yɛ fɛ wɔ nnipa ani so.

32 Na ɛberɛ a na ɔde nkatanim akata n’anim no, nnipa bɔnefoɔ no hyɛɛ no sɛ ɔnyi nkatanim no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔatumi abɔ wɔn ani akɔnhoma wɔ n’ahoɔfɛ ho.

33 Na wɔn a na wɔka Susana ho ne wɔn a wɔhunuu no no nyinaa na wɔresu.

34 Afei mpanimfoɔ mmienu no gyinaa nkurɔfoɔ no anim de wɔn nsa guu ɔbaa no tiri so.

35 Ɔde nisuo hwɛɛ Ɔsoro, ɛfiri sɛ na n’akoma da Awurade so.

36 Mpanimfoɔ no kaa sɛ: Ɛberɛ a na yɛretu mpasa wɔ turom hɔ no, saa ɔbaa yi ne mmaawa mmienu baa hɔ, totoo turom apono no mu na ɔgyaa mmaawa no kwan.

37 Afei aberanteɛ bi a na wahunta hɔ firi baa ne nkyɛn ne no bɛdae.

38 Na yɛhyɛ turom hɔ mantwea baabi na yɛhunuu saa amumuyɛ yi na yɛtuu mmirika kɔɔ wɔn so.

39 Ɛwom sɛ yɛhunuu sɛ wɔreyɛ atuu deɛ, nanso yɛantumi ansɔ ɔbarima no mu, ɛfiri sɛ na ne ho yɛ den sene yɛn, na ɔbuee apono no dwanee.

40 Mmom yɛbɔɔ mmɔden kyeree ɔbaa yi na yɛbisaa no nipa ko a ɔbarima no yɛ,

41 nanso wanka ankyerɛ yɛn. Nnoɔma yi na yɛdedi adanseɛ.

Ɛsiane sɛ wɔyɛ mpanimfoɔ ne atemmufoɔ ma nkurɔfoɔ no nti, badwa no gyee wɔn dii na wɔbuu ɔbaa no kumfɔ.

42 Ɛnna afei Susana de nne kɛseɛ teaam kaa sɛ: O mmerɛ santen Nyankopɔn, wonim kokoa mu nnoɔma, na wonim nnoɔma nyinaa ansa na aba;

43 wonim sɛ mmarima yi adi adansekurumu atia me. Na seesei ɛsɛ sɛ mewu, nso menyɛɛ amumuyɛ nnoɔma a wɔaka ato me so no mu baako mpo!

44 Na Awurade tiee ne su.

45 Na ɛberɛ a wɔrekɔku no no, Onyankopɔn kanyanee honhom kronkron wɔ aberantewaa bi a wɔfrɛ Daniel mu,

46 na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: Menhia kyɛfa biara wɔ saa ɔbaa yi mogya a moreka agu yi ho!

Daniel gye Susana

47 Nnipa no nyinaa danee wɔn ani hwɛɛ no bisaa sɛ: Asɛm bɛn na woreka yi?

48 Daniel gyinaa wɔn mu kaa sɛ: O Israelfoɔ, adɛn na moyɛ nkwaseafoɔ saa, sɛ mobua Israel babaa fɔ wɔ berɛ a monhwehwɛ nhunuu asɛm no mu nokorɛ?

49 Monsan nni asɛm no bio, ɛfiri sɛ saa mmarima yi adi adansekurumu atia ɔbaa yi.

50 Yei nti nnipa no nyinaa sann wɔn akyi. Na mpanimfoɔ nkaeɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Bra bɛtena yɛn mu na ka kyerɛ yɛn, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ama wo mpanimfoɔ gyinabea.

51 Daniel ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montete wɔn ntam ma ɛnware, na mɛhwehwɛ wɔn mu.

52 Ɛberɛ a wɔtetee wɔn mu no, ɔfrɛɛ wɔn mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Wo akɔkoraa omumuyɛni, bɔne a wayɛ no nna a atwam no aba awieeɛ,

53 moabu ntɛnkyea, moabu deɛ ɔnni fɔ no fɔ wɔ berɛ a moagyae deɛ ɔdi fɔ no a mpo Awurade aka sɛ: Mmu onipa a ɔdi bem no fɔ, na nkum ɔteneneeni.

54 Seesei ara deɛ, sɛ wose wohunuu ɔbaa yi ampa a, ka kyerɛ me: Dua bɛn ase na wohunuu wɔn sɛ wɔrefa wɔn ho? Ɔbuaa sɛ: Ɛyɛ aman dua ase.

55 Daniel kaa sɛ: Ɛyɛ paa! Saa ntorɔ yi de owuo bɛbrɛ wo, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɔfoɔ anya asɛm afiri Onyankopɔn nkyɛn na ntɛm pa ara ɔbɛtwa wo mu mmienu.

56 Afei ɔde no kɔɔ baabi, na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa ɔbaako no mmra. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo Kanaan aseni a wonyɛ Yuda aseni, ahoɔfɛ adaadaa wo na akɔnnɔ adane w’akoma.

57 Saa kwan yi so na wode Israel mmammaa afa soɔ, na wɔnam suro so ne mo adeda; nanso Yuda babaa mpene mo amumuyɛ so.

58 Afei ka kyerɛ me: Dua bɛn ase na wokyeree wɔn sɛ wɔrefa wɔn ho? Ɔbuaa sɛ: Ɛyɛ odum kɛseɛ bi ase.

59 Daniel ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ paa! Saa ntorɔ yi de owuo bɛbrɛ wo, ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɔfoɔ de n’afena retwɛn sɛ ɔbɛtwa wo mu mmienu, na wasɛe mo baanu.

60 Afei abadwafoɔ no nyinaa teaam kɛseɛ hyiraa Onyankopɔn, ɔno a ɔgye wɔn a wɔn ani da ne soɔ no.

61 Na wɔsii agyinaeɛ tiaa mpanimfoɔ mmienu no, ɛfiri sɛ Daniel nam wɔn anom asɛm so ahunu wɔn sɛ wɔadi adansekurumu; na wɔyɛɛ wɔn sɛdeɛ anka mpanimfoɔ mmienu no atirimpɔ bɔne a ɛfa wɔn yɔnko ho no teɛ.

62 Wɔkumm wɔn sɛdeɛ Mose mmara no kyerɛ no. Saa nti wɔgyaa mogya a ɛdi bem no da no.

63 Hilkia ne ne yere yii Onyankopɔn ayɛ maa wɔn babaa Susana, na saa ara na ne kunu Yoakim ne n’abusuafoɔ, ɛfiri sɛ wɔhunuu Susana sɛ ɔdi bem wɔ aniwudeɛ ho.

64 Na ɛfiri saa da no rekɔ Daniel nyaa anidie kɛseɛ wɔ nnipa no mu.

Categories
Daniel Gr

Daniel Gr 14

Daniel ne Bel akɔmfoɔ no

1 Ɛberɛ a Ɔhene Asteyages tii ne nananom wɔ asamando no, Persiani Kores dii n’ahennie no so.

2 Na Daniel yɛ ɔhene no yɔnko, a wɔdi no ni kyɛne ne nnamfonom nyinaa.

3 Na Babelfoɔ wɔ ohoni bi a wɔfrɛ no Bel, na da biara wɔde esiam pa susukoraa dummienu, nnwan aduanan ne nsa nkɔtoa ahanu brɛ no.

4 Na ɔhene no bu Bel yie, enti daa na ɔkɔsɔre no. Nanso Daniel somm n’ankasa ne Nyankopɔn.

Saa nti ɔhene no bisaa Daniel sɛ: Ɛdeɛn nti na wonsom Bel?

5 Daniel buaa sɛ: Ɛfiri sɛ memmu ahoni a wɔde nsa ayɛ, na mmom Nyankopɔn teasefoɔ no, deɛ ɔbɔɔ ɔsoro ne asase na ɔwɔ tumi wɔ ateasefoɔ nyinaa soɔ no.

6 Ɔhene no bisaa no sɛ: Wonnye nni sɛ Bel yɛ nyame a ɔte aseɛ anaa? Wonhunu aduane a ɔdie ne nsa a ɔnom no da biara?

7 Ɛnna Daniel sereeɛ, na ɔkaa sɛ: O ɔhene, mma wɔnnaadaa wo, ɛfiri sɛ saa adeɛ yi yɛ dɔteɛ na ɛwɔ mu na kɔbere mfrafraeɛ na wɔde adura ho, na ɛnnidii da, na ɛnomm biribiara da.

8 Afei ɔhene no bo fui na ɔfrɛɛ Bel akɔmfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moanka ankyerɛ me onii ko a ɔdi aduane no a, mobɛwu.

9 Nanso sɛ mokyerɛ sɛ Bel na ɔdi yeinom a, ɛnneɛ Daniel bɛwu, ɛfiri sɛ waka abususɛm atia Bel. Daniel ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma ɛnyɛ sɛdeɛ woaka no.

10 Na Bel wɔ akɔmfoɔ aduɔson, ne wɔn yerenom ne wɔn mma. Ɛno nti ɔhene ne Daniel kɔɔ Bel abosomfie hɔ.

11 Bel akɔmfoɔ no kaa sɛ: Hwɛ, afei yɛrefiri adi, O ɔhene, w’ankasa siesie aduane ne nsa no na to ɛpono no mu, na fa wo nsɔano sɔ ano.

12 Sɛ ɛyɛ na wosan ba anɔpa, na sɛ woanhunu sɛ Bel adi ne nyinaa a, ɛnneɛ yɛbɛwu; anyɛ saa nso a, Daniel bɛwu, ɔno a ɔretwa atorɔ atɔ yɛn so no.

13 Na ɛnha wɔn koraa, ɛfiri sɛ na wɔayɛ ɔkwan bi asie wɔ ɛpono no ase hɔ, a daa wɔfa hɔ kɔdi aduane no.

14 Wɔfirii adi wieeɛ no, ɔhene no siesiee aduane no maa Bel. Afei Daniel hyɛɛ n’asomfoɔ no sɛ wɔmfa nso mmra, wɔde petee abosomfie hɔ nyinaa ɛberɛ a na ɔhene no nko ara wɔ hɔ. Afei wɔfirii adi too pono no mu de ɔhene nsɔano sɔɔ ano, na wɔkɔe.

15 Anadwo no, akɔmfoɔ no ne wɔn yerenom ne wɔn mma baeɛ sɛdeɛ wɔyɛ no daa no, na wɔdii aduane no nomm biribiara.

16 Ahemadakye no, ɔhene no sɔre baeɛ a na Daniel ka ne ho.

17 Ɔhene no bisaa sɛ: Daniel, obi ate nsɔano no anaa? Daniel buaa sɛ: Wɔmmuu no, O ɔhene.

18 Ɛberɛ a wɔbue ɛpono no ara pɛ na ɔhene no hwɛɛ ɛpono no so, na ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ: O Bel, woyɛ kɛseɛ, na nnaadaa biara nni wo mu koraa!

19 Nanso Daniel seree na ɔtwee ɔhene no sanee a wamma no ankɔ mu. Ɔkaa sɛ: Hwɛ fam hɔ, na kyerɛ wɔn a ɛyɛ wɔn anammɔn.

20 Ɔhene no kaa sɛ: Mehu mmarima ne mmaa ne nkwadaa anammɔn.

21 Ɛhɔ ara na ɔhene no bo fuiɛ na ɔkyekyeree akɔmfoɔ no ne wɔn yerenom ne wɔn mma. Wɔkyerɛɛ no apono a ɛhyɛ kokoam a wɔfa so ba daa kɔfom aduane a ɛwɔ ɛpono no soɔ no.

22 Ɛno nti ɔhene no maa wɔkumm wɔn, na ɔde Bel hyɛɛ Daniel nsa, na ɔsɛee no ne n’abosonnan no.

Daniel kum ɔtweaseɛ no

23 Afei beaeɛ hɔ ara na na ɔtweaseɛ kɛseɛ bi wɔ a na Babelfoɔ no bu no kɛseɛ.

24 Ɔhene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: Worentumi nnye akyinnyeɛ sɛ oyi nyɛ nyame a ɔte aseɛ; ɛno nti som no.

25 Daniel buaa sɛ: Mesom Awurade me Nyankopɔn, ɛfiri sɛ ɔno ne Nyankopɔn teasefoɔ no.

26 O ɔhene, wo deɛ ma me kwan na mɛkum ɔtweaseɛ no, a memfa afena anaasɛ aporibaa. Ɛnna ɔhene no kaa sɛ: Mema wo kwan.

27 Afei Daniel faa aman, sradeɛ, ne nwii na ɔnoaa ne nyinaa boom de yɛɛ kyenkyeneeɛ na ɔde maa ɔtweaseɛ no diiɛ. Ɔtweaseɛ no diiɛ, na ne mu pae. Ɛnna Daniel kaa sɛ: Monhwɛ deɛ ɛyɛ a mosom no!

28 Ɛberɛ a Babelfoɔ no tee asɛm yi no, wɔn bo fui pii maa wɔbɔɔ pɔ tiaa ɔhene no sɛ: Ɔhene no adane abɛyɛ Yudani; wasɛe Bel, na wakum ɔtweaseɛ no, na wakum akɔmfoɔ no.

29 Wɔrekɔ ɔhene hɔ no, wɔkaa sɛ: Dane Daniel ma yɛn, anyɛ saa a yɛbɛku wo ne wo fiefoɔ.

30 Ɔhene no hunuu sɛ wɔreteetee no no, ɔde amemenemfe danee Daniel maa wɔn.

Daniel da gyata bɔn mu

31 Wɔtoo Daniel twenee gyata bɔn mu, na ɔtenaa hɔ nna nsia.

32 Na agyata nson na ɛwɔ ɛbɔn no mu, na da biara wɔma wɔn mu biara nnipa mmienu ne nnwan mmienu; nanso ɛda no deɛ wɔamma wɔn hwee, ɛno nti na anka wɔbɛmene Daniel.

33 Saa berɛ yi na Odiyifoɔ Habakuk wɔ Yudea; wayɛ abomu na wabubu paanoo agu kyɛnsee mu de rekɔ afuom akɔma atwafoɔ.

34 Nanso Awurade bɔfoɔ ka kyerɛɛ Habakuk sɛ: Fa aduane a wowɔ no kɔma Daniel a ɔda agyata bɔn mu wɔ Babel.

35 Habakuk kaa sɛ: Owura, menhunuu Babel da, na mennim hwee fa ɛbɔn no ho.

36 Ɛnna Awurade bɔfoɔ no sɔɔ n’apampam sɔɔ ne tirinwi mu pagyaa no; na ɔde no tuu mmirika sɛ mframa de no kɔsii Babel, ɛbɔn no ho pɛɛ.

37 Afei Habakuk teaam sɛ: Daniel, Daniel! Gye aduane a Awurade de asoma abrɛ wo yi.

38 Daniel kaa sɛ: O Onyankopɔn, woakae me, wonnyae wɔn a wɔdɔ wo no.

39 Ɛno nti Daniel sɔre didiiɛ. Na ntɛm ara Awurade bɔfoɔ no sane de Habakuk baa n’ankasa ne beaeɛ a na ɔwɔ no.

40 Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔhene no bae sɛ wɔrebɛsu Daniel. Ɛberɛ a ɔduruu ɛbɔn no ho no, ɔhwɛɛ mu, na Daniel te hɔ!

41 Ɔhene no de nne kɛseɛ teaam sɛ, O Awurade, woyɛ kɛseɛ, na obiara nni hɔ ka wo ho!

42 Ɛnna ɔtwee Daniel pueeɛ, na ɔtoo wɔn a wɔpɛɛ sɛ anka wɔsɛe no no guu ɛbɔn no mu, na agyata no wee wɔn n’anim hɔ ara a n’ani tua.