Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 1

Israel ne Kanaanfoɔ akodie wɔ Yosua wuo akyi

1 Na Yosua wuo akyiri no, Israelfoɔ bisaa AWURADE sɛ: Yɛn mu hwan na ɔntu kane ne Kanaanfoɔ nkɔko?

2 Na AWURADE kaa sɛ: Yuda ntu, hwɛ, mede asase no mahyɛ ne nsa.

3 Na Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simeon sɛ: Ɛne me nkɔ me kyɛfa mu na yɛne Kanaanfoɔ nkɔko, na me nso me ne wo bɛkɔ wo kyɛfa mu. Na Simeon ne no kɔe.

4 Na Yuda tu kɔe, na AWURADE de Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no hyɛɛ ne nsa, na wɔkum nnipa mpem du wɔ Besek.

5 Na wɔhunuu Adoni-besek wɔ Besek, na wɔne no koe, na wɔkumm Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no.

6 Na Adoni-besek dwanee, na wɔtii no kɔkyeree no, na wɔtwitwaa ne nsa ne ne nan kokurobetie.

7 Ɛnna Adoni-besek kaa sɛ: Ahemfo aduɔson a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobetie atwitwa tasetasee me pono ase; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛwuu wɔ hɔ.

8 Na Yudafoɔ no bɛnee Yerusalem koe, na wɔfae, na wɔkumm wɔn nkrantɛ ano, na wɔtoo kuro no mu gya.

9 Ɛno akyiri no, Yudafoɔ no sianee na wɔne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ soɔ ne Negeb asase soɔ ne po ho mpaperɛ soɔ no kɔkoe.

10 Na Yuda sii mu kɔɔ Kanaanfoɔ a wɔte Hebron no ho, (nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba), na wɔkumm Sesai ne Ahiman ne Talmai.

11 Na wɔfiri hɔ kɔɔ Debirfoɔ ho. Akane no na Debir din ne Kiriat-sefer.

12 Na Kaleb kaa sɛ: Deɛ ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.

13 Na Kaleb nua kumaa Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babaa Aksa maa no awareɛ.

14 Na ɔbaa no kɔɔ Otniel nkyɛn no, ɔhyɛɛ Otniel sɛ ɔmmisa n’agya Kaleb hɔ asase bi. Na ɔfiri n’afunumu so sii fam. Na Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na worehwehwɛ?

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me akyɛdeɛ bi ɛ, na Negeb asase na wode ama me, na ma me mmasuo nso. Na Kaleb maa no atifi mmasuo ne anafoɔ mmasuo.

16 Na Mose ase Kenini no mma ne Yuda mma firi nkyiresua kuro no mu foro baa Yuda serɛ a ɛwɔ Arad anafoɔ fam no so na wɔkɔ kɔtenaa ɔman no mu.

17 Na Yuda ne ne nua Simeon sii mu kɔe kɔkunkumm Kanaanfoɔ a wɔte Sefat no, na wɔsɛee no pasapasa, na wɔfrɛɛ kuro no din Horma.

18 Na Yuda kɔfaa Gasa ne ne hyeɛ ne Askelon ne ne hyeɛ ne Ekron ne ne hyeɛ.

19 Na AWURADE dii Yuda akyi na ɔdii bepɔ no so; na mmɔnsefoɔ no deɛ, wɔannya wɔn atuyɛ, ɛfiri sɛ na wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam.

20 Na wɔde Hebron maa Keleb, sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu Anak mma baasa no firii hɔ.

21 Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Benyaminfoɔ no antu wɔn, na Yebusifoɔ no ne Benyaminfoɔ no atena Yerusalem de bɛduru nnɛ ara.

22 Na Yosef fie nso foro kɔɔ Betel, na AWURADE dii wɔn akyi.

23 Na Yosef mma no soma maa wɔkɔsraa Betel. (Akane no na kuro no din de Lus.)

24 Na asrafoɔ no hunuu ɔbarima bi a ɔfiri kuro no mu, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛ yɛn kuro no mu ahyɛneeɛ, na yɛne wo bɛdi no adɔeɛ so.

25 Na ɔkyerɛɛ wɔn kuro no mu ahyɛneeɛ, na wɔde nkrantɛ ano bɔɔ kuro no, na ɔbarima no ne n’abusua nyinaa deɛ, wɔgyaa wɔn.

26 Na ɔbarima no sii mu kɔɔ Hetifoɔ asase so kɔkyekyeree kuro, na ɔtoo no din Lus. Ɛno ne ne din de bɛsi nnɛ.

27 Na Manase antu Bet-sean ne ɛho nkuraa ne Taanak ne ɛho nkuraa ne Dor ne ɛho nkuraa ne Yibleam ne ɛho nkuraa ne Megido ne ɛho nkuraa mufoɔ. Ɛno nti Kanaanfoɔ no tumi tenaa asase yi so.

28 Na Israel ho yɛɛ den no, wɔmaa Kanaanfoɔ no de ɔsom adwuma yii toɔ, na tuo deɛ, wɔantu wɔn.

29 Na Efraim antu Kanaanfoɔ a wɔte Geser no; na Kanaanfoɔ no tenaa wɔn mu wɔ Geser.

30 Na Sebulon antu Kitronfoɔ ne Nahalolfoɔ; na Kanaanfoɔ no tenaa wɔn mu, na wɔmaa wɔde ɔsom adwuma yii toɔ.

31 Aser antu Akofoɔ ne Sidonfoɔ ne Ahlab ne Aksib ne Helba ne Afik ne Rehob;

32 na Aserfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ a wɔte asase no soɔ no mu, na wɔantu wɔn.

33 Naftali antu Bet-semesfoɔ ne Bet-anatfoɔ, na wɔtenaa Kanaanfoɔ a wɔte asase no soɔ no mu. Na Bet-semesfoɔ ne Bet-anatfoɔ no de ɔsom adwuma yii wɔn toɔ.

34 Na Amorifoɔ no kaa Danfoɔ no kɔɔ bepɔ no so, na wɔamma wɔansiane ansi mmɔnseɛ.

35 Na Amorifoɔ no tumi tenaa Heres bepɔ so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef fie nsa yɛɛ wɔn so den, na wɔde ɔsom adwuma yii toɔ.

36 Na Amorifoɔ hyeɛ firi Akrabim aforoeɛ, ɛfiri Sela rekorɔ no.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 2

Ɔman no asoɔden ne Nyankopɔn abufuo

1 Na AWURADE bɔfoɔ firi Gilgal baa Bokim bɛkaa sɛ: Meyii mo firii Misraim na mede mo baa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mese: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da.

2 Na mo nso, mo ne asase yi sofoɔ mmpam apam biara; mommubu wɔn afɔrebukyia! Nanso moantie me nne: Ɛdeɛn na moayɛ yi?

3 Na maka nso sɛ: Merempamo wɔn mo anim, na wɔbɛdane nkasɛɛ ama mo, na wɔn anyame adane mo fidie.

4 Na AWURADE bɔfoɔ no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa no, ɔman no maa wɔn nne so sui.

5 Enti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Bokim,na wɔbɔɔ AWURADE afɔdeɛ wɔ hɔ.

6 Na Yosua gyaa ɔman no kwan maa Israelfoɔ nyinaa kɔɔ wɔn agyapadeɛ so kɔdii asase no so.

7 Na ɔman no som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanimfoɔ a wɔnyini kyɛree Yosua akyiri nyinaa na wɔhunuu AWURADE nnwuma akɛseɛ a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.

8 Na Nun ba Yosua, AWURADE akoa no wui, na wadi mfirinhyia ɔha ne du;

9 na wɔsiee no n’agyapadeɛ hyeɛ so wɔ Timnat-heres, Efraim bepɔ so, Gaas bepɔ atifi fam.

10 Na wɔsiee awoɔ ntoatoasoɔ no nyinaa nso kaa wɔn agyanom ho, na awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ dii wɔn akyi sɔree, nnipa a wɔnnim AWURADE nneyɛɛ a ɔyɛ maa Israel no nso.

11 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.

12 Na wɔgyaa AWURADE hɔ, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔkɔdii anyame foforɔ a wɔfiri aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu no anyame akyi, na wɔsɔree wɔn, na wɔyii AWURADE abufuo.

13 Na wɔgyaa AWURADE hɔ kɔsomm Baal ne Astarot.

14 Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa na wɔfom wɔn fae, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsa, na wɔantumi annyina wɔn atamfoɔ anim bio.

15 Baabiara a wɔfiri korɔ no, na AWURADE nsa ne wɔn di no bɔne, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ ne sɛdeɛ AWURADE kaa wɔn ntam no; na wɔn ho hiahiaa wɔn papaapa.

16 Nanso AWURADE memaa atemmufoɔ so maa wɔgyee wɔn nkwa firii wɔn afomfafoɔ no nsam.

17 Na wɔn atemmufoɔ no nso, wɔantie wɔn, na wɔdii anyame foforɔ akyi adwamammɔ mu, na wɔsɔree wɔn; ntɛm ara na wɔfirii kwan a wɔn agyanom nantee so tiee AWURADE mmara nsɛm no soɔ; na wɔn deɛ, wɔanni so.

18 Na sɛ AWURADE ma atemmufoɔ so ma wɔn a, ɛnneɛ AWURADE di ɔtemmufoɔ no akyi na ɔgye wɔn firi wɔn atamfoɔ no nsam, ɔtemmufoɔ no nna nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn ahafoɔ ne wɔn taafoɔ anim apinisie no nti, AWURADE yam hyehyee no.

19 Na sɛ ɔtemmufoɔ no wu a, wɔsane wɔn akyi na wɔsɛe sene wɔn agyanom, di anyame foforɔ akyiri som wɔn sɔre wɔn; wɔannyae wɔn amumuyɛ ne wɔn kɔnseneeɛ kwan so nanteɛ.

20 Na AWURADE abufuo dɔre tiaa Israel, na ɔkaa sɛ: Sɛdeɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wɔntie me nne yi,

21 me nso merenkɔ so mentu amanaman a Yosua wu gyaa wɔn no mu biara bio, wɔn anim,

22 na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ sɛ wɔbɛhwɛ AWURADE kwan no anante so, sɛdeɛ wɔn agyanom hwɛeɛ no anaasɛ wɔrenhwɛ.

23 Enti AWURADE gyaee amanaman no komm, na wantu wɔn ntɛm, na wamfa wɔn anhyɛ Yosua nsa.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 3

Otniel

1 Na yeinom ne amanaman a AWURADE gyaee wɔn sɛ ɔde bɛsɔ Israel a wɔanhunu Kanaan ko no biara no nyinaa ahwɛ no,

2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Israel awoɔ ntoatoasoɔ no bɛhunu akodie na wɔakyerɛ wɔn a akane no na wɔnnim no:

3 Filistifoɔ ahemfo baanum no ne Kanaanfoɔ ne Sidonfoɔ ne Hewifoɔ a wɔte Lebanon bepɔ soɔ de firi Baal-hermon bepɔ ho kɔsi Hamet ahyɛneeɛ no nyinaa.

4 Na wɔtenaa hɔ na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ de ahunu sɛ wɔbɛtie AWURADE mmara nsɛm a ɔnam Mose nsa so hyɛɛ wɔn agyanom no anaa.

5 Na Israelfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu.

6 Na wɔfefaa wɔn mmammaa warewaree na wɔde wɔn mmammaa memaa wɔn mmammarima awareɛ, na wɔsonsom wɔn anyame.

7 Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.

8 Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfoɔ som Kusan-risataim mfirinhyia nwɔtwe.

9 Na Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa Israelfoɔ no maa no gyee wɔn, Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba.

10 Na AWURADE honhom baa ne so, na ɔbuu Israel atɛn na ɔfirii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim hyɛɛ ne nsa, na ne nsa yɛɛ Kusan-risataim so den.

11 Na asase no so dwoo mfirinhyia aduanan. Na Kenas ba Otniel wui.

Ehud

12 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; na AWURADE hyɛɛ Moabhene Eglon den tiaa Israel, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.

13 Na ɔboaboaa Amon ne Amalekfoɔ ano kaa ne ho, na ɔba bɛkunkumm Israel, na wɔbɛfaa nkyiresua kuro no.

14 Na Israelfoɔ som Moabhene Eglon mfeɛ dunwɔtwe.

15 Ɛnna Israel mma no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkumma no. Na Israelfoɔ no de ayɛyɛdeɛ nam ne so kɔmaa Moabhene Eglon.

16 Na Ehud yɛɛ sɛpɔ anofanu a ne tentene yɛ anammɔn baako ne fa, na ɔde bɔɔ n’akotadeɛ ase, ne dwonku nifa so.

17 Na ɔde ayɛyɛdeɛ no kɔmaa Moabhene Eglon; nso na Eglon yɛ onipa brane pa ara.

18 Na ɔde ayɛyɛdeɛ no maa no wieeɛ no, ɔgyaa nkurɔfoɔ a na wɔsoso ayɛyɛdeɛ no kwan maa wɔkɔe.

19 Na ɔno ara deɛ, ɔdanee ne ho firii ahoni a ɛwɔ Gilgal no ho bɛkaa sɛ: Ɔhene, mewɔ ahuntasɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔhene no se: Komm! Na wɔn a wɔgyina ne ho nyinaa firii ne nkyɛn firii adi.

20 Na Ehud baa ne nkyɛn, nso ɔno nko ara na na ɔte n’abansoro mframadan no mu. Na Ehud kaa sɛ: Mewɔ Nyankopɔn asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔsɔre firii n’adwa so.

21 Ɛnna Ehud tenee ne nsa benkum sɔɔ sɛpɔ a ɛwɔ ne dwonku nifa soɔ no mu de wɔɔ n’afuru mu,

22 na sɛpɔ dua no nso dii dadeɛ no akyi hyɛnee mu, na sradeɛ sram dadeɛ no so. Na wantwe sɛpɔ no amfiri ne yafunu no mu, na ɛpue firii akyire.

23 Na Ehud firii adi kɔɔ abrannaa so, na ɔtotoo abansoro dan no apono mu wɔ n’akyi, na ɔtoo apratwom no mu.

24 Na ɔfiri adie no, ne nkoa no ba bɛhwɛe, na hwɛ, na wɔatoto abansoro dan apratwom no mu. Na wɔse: Ebia ɔkɔgya ne nan mframadan pia mu.

25 Na wɔtwɛnee ara de kɔsii sɛ wɔn ani buiɛ, na hwɛ, obiara anhini abansoro dan no pono no. Ɛnna wɔfaa safoa de hiniiɛ, na hwɛ, na wɔn wura da fam awu.

26 Na wɔretwentwɛn wɔn nan aseɛ no, Ehud dwanee, na ɔbɛsianee ahoni no ho, na ɔdwane baa Seira.

27 Na ɔduruiɛ no, ɔhyɛn totorobɛnto Efraim bepɔ so, na Israelfoɔ no ne no siane firii bepɔ no so, na ɔdii wɔn anim;

28 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montu mmirika nni m’akyi, ɛfiri sɛ AWURADE de mo atamfoɔ Moabfoɔ no ahyɛ mo nsa. Na wɔsiane dii n’akyi, na wɔkɔfaa Yordan atwareeɛ a wɔde kɔ Moab no, na wɔamma obiara antwa.

29 Na saa berɛ no wɔkunkumm Moab mmarima bɛyɛ mpem du, mmarima akatakyie ahoɔdenfoɔ ara nko, na wɔamma obiara amfiri mu.

30 Na wɔbrɛɛ Moab ase da no ara, Israel nsa ase. Na asase no so dwoo mfirinhyia aduɔwɔtwe.

Samgar

31 Na n’akyiri no, Anat ba Samgar na ɔde nantwika poma kumm Filistifoɔ mu nnipa ahansia; na ɔno nso, ɔgyee Israel.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 4

Debora ne Barak

1 Na Israelfoɔ no kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; nso na Ehud awu.

2 Na AWURADE tɔnee wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a ɔdi hene wɔ Hasor no nsa. Na ne safohempanin ne Sisera; na ɔte Haroset-hagoyim.

3 Na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE, ɛfiri sɛ na ɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfoɔ so denden mfeɛ aduonu.

4 Nso Odiyifoɔbaa Debora a ɔyɛ Lapidot yere na na ɔbu Israel atɛn saa berɛ no.

5 Na ɔte Debora kyiresua ase, Rama ne Betel ntam, Efraim bepɔ so; na Israelfoɔ foro ba ne nkyɛn sɛ ɔmmu wɔn atɛn.

6 Na ɔsoma maa wɔkɔhyiaa Abinoam ba Barak firi Kedes-naftali bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ hyɛ na AWURADE Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Kɔ, pinkyɛ Tabor bepɔ, na fa Naftalifoɔ ne Sebulonfoɔ mu mmarima mpem du ka wo ho?

7 Na mɛtwetwe Yabin safohempanin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa.

8 Na Barak ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ne me bɛkɔ a, ɛnneɛ mɛkɔ; na sɛ wo ne me renkɔ a, ɛnneɛ merenkɔ.

9 Na ɔkaa sɛ: Korɔ na me ne wo bɛkorɔ, nanso ɔkwan a worekorɔ yi so animuonyam renyɛ wo ara wo deɛ, na ɔbaa bi nsam na AWURADE atɔn Sisera ahyɛ. Na Debora sɔree, na ɔne Barak kɔɔ Kedes.

10 Na Barak maa wɔkɔpae hyiahyiaa Sebulon ne Naftali baa Kedes, na nnipa mpem du dii ne nan so foro kɔe; na Debora nso ne no kɔeɛ.

11 Na Kenini Heber atwe ne ho afiri Kenifoɔ a wɔyɛ Mose akonta Hobab mma na wate mu akɔduru dupɔn a ɛwɔ Saanaim a ɛbɛn Kades no ho akɔsi ne ntomadan.

12 Na wɔkɔka kyerɛɛ Sisera sɛ Abinoam ba Barak aforo kɔ Tabor bepɔ so.

13 Na Sisera maa wɔkɔpae hyiahyiaa ne nteaseɛnam a ɛyɛ dadeɛ nteaseɛnam ahankron no nyinaa ne ɔman a wɔka ne ho nyinaa de firi Haroset-hagoyim baa Kison nsunoa.

14 Ɛnna Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: Sɔre, na ɛnnɛ ne da a AWURADE de Sisera ahyɛ wo nsa. Ɛnyɛ AWURADE na atu di wɔn anim yi? Ɛnna Barak siane firii Tabor bepɔ soɔ, na nnipa mpem du no dii n’akyi.

15 Na AWURADE yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mu no nyinaa basabasa nkrantɛ ano wɔ Barak anim, na Sisera firii ne nteaseɛnam mu sii fam dwanee ne nan mu.

16 Na Barak tii nteaseɛnam no ne dɔm no kɔduruu Haroset-ha-goyim, na Sisera dɔm nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano, anka baako mpo.

17 Na Sisera de ne nan dwane kɔɔ Kenini Heber yere Yael ntomadan mu, ɛfiri sɛ na asomdwoeɛ wɔ Hasor hene Yabin ne Kenini Heber fie ntam.

18 Na Yael firii adi kɔhyiaa Sisera, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mane, me wura! Mane bra me nkyɛn, nsuro! Na ɔmane baa ne nkyɛn ntomadan no mu, na ɔde kuntu kataa ne so.

19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me nsuo kakra mennom ɛ, na sukɔm de me. Na ɔsanee nufosuo adeɛ ano maa no nomee, na ɔkataa ne so.

20 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Gyina ntomadan no pono ano, na sɛ obi ba na ɔbisa wo sɛ obi wɔ hɔ anaa a, woaka akyerɛ no sɛ: Dabi.

21 Ɛnna Heber yere Yael faa ntomadan no pɛɛwa, na ɔfaa asaeɛ kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ ne nkyɛn brɛɛ, na ɔde pɛɛwa no kɔbɔɔ n’asontorɔ mu kɔsii fam, ɛfiri sɛ na ɔbrɛ nti wada hatee, na ɔwui.

22 Na hwɛ, na Barak reti Sisera; na Yael firii adi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no. Na ɔbaa ne nkyɛn. Na hwɛ, na Sisera da hɔ awu, na pɛɛwa no tua n’asontorɔ mu.

23 Na Onyankopɔn brɛɛ Kanaanhene Yabin ase da no ara wɔ Israelfoɔ anim;

24 na Israelfoɔ no nsa kɔɔ so ara yɛɛ den Kanaan hene Yabin so kɔsii sɛ wɔtuu no guiɛ.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 5

Debora ne Barak dwom

1 Na Debora ne Abinoam ba Barak too dwom da no ara sɛ:

2 Sɛ Israel mu atitire dii wɔn anim,

na ɔman no nso yii wɔn yam baeɛ nti,

monhyira AWURADE.

3 Ahemfo, montie! Aberempɔn, monyɛ aso!

Me deɛ, AWURADE na mɛto no dwom,

mɛto AWURADE, Israel Nyankopɔn, sankuo dwom.

4 AWURADE, wofiri Seir baeɛ no,

wofiri Edom asase so bɛneeɛ no,

asase wosoe,

ɔsoro nso tuee,

mununkum nso tuee nsuo.

5 Mmepɔ popoo AWURADE anim,

Sinai, wɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, anim.

6 Anat ba Samgar berɛ so,

Yael berɛ so, atempɔn daa mpan,

akwantemfoɔ nantee akwamfo akontonkyi so.

7 Asafohene saa Israel mu,

wɔsae kɔsii sɛ me,

Debora, mesɔreeɛ,

mesɔree sɛ ɛna wɔ Israel mu.

8 Wɔyiyii anyame foforɔ,

ɛno na akodie baa kuro apono akyire.

Wɔhunuu kyɛm ne pea Israel mu

nnipa mpem aduanan mu?

9 M’akoma da Israel atitire a

wɔfiri ɔman no mu yii wɔn yam baeɛ no so.

Monhyira AWURADE!

10 Mo a motete mfunumubereɛ afufuo soɔ,

mo a motete nkuntu a ɛsom boɔ soɔ,

mo a monenam akwan soɔ, monto dwom!

11 Deɛ anka apereperefoɔ team wɔ anomeeɛ no,

ɛhɔ ara na wɔnkamfo AWURADE tenenee,

ne nnisoɔ tenenee Israel mu.

Ɛno na AWURADE man siane kɔɔ kuro no apono mu.

12 Sɔre, ka wo ho, Debora!

Sɔre, ka wo ho to dwom!

Sɔre, Barak, na fa wo nnommum nnommum,

O Abinoam ba.

13 Ɛno mu na nkaeɛ bi siane kɔtiaa atumfoɔ,

AWURADE man siane kɔtiaa dɔmmarima maa me.

14 Wɔfirii Efraim a wɔn nhini muni dii Amalek soɔ.

W’akyiri na Benyamin baa wo man mma no mu;

Makir mu na mpanin firi siane baeɛ,

na Sebulon mu nso wɔn a wɔkura ɔsafohene abaa.

15 Na Isakar mu asafohene kaa Debora ho,

na Isakar yɛɛ Barak okyiritaafoɔ,

wɔtiaa ne nan mu kɔguu bonhwa mu.

Ruben asuwa ano

na akoma mu pɔbɔ a ɛsoso wɔ.

16 Adɛn nti na wote nnwammuo no ntam

retie akuakuo no mu mmɛnhyɛn?

Ruben asuwa no ano

na akoma mu mpeepeemu akɛseɛ wɔ.

17 Gilead te Yordan agya;

na Dan deɛ, adɛn nti na ɔne ahyɛn teɛ?

Aser te mpoano,

na ne dɔnnɔn ho na ɔteɛ.

18 Sebulon yɛ ɔman a ɔde ne kra sɔɔ owuo hwɛeɛ,

ne Naftali nso wɔ petee mu sorɔnsorɔmmea.

19 Ahemfo ba bɛdii ako,

ɛno mu na Kanaan ahemfo bɛkoo

Taanak, Megido asuo no ano,

wɔannya dwetɛ mfasoɔ biara.

20 Wɔfiri soro bɛdii ako,

nsoromma firii wɔn akwan so ne Sisera koe.

21 Kison asuo sesaa wɔn kɔe,

tete dɔm asuo no, Kison asuo no.

Me kra, tiatia kɔ wɔ ahoɔden so.

22 Ɛno na apɔnkɔ nammuromu pempem fam ammirikatuo mu,

n’ahoɔdenfoɔ ammirikatuo nti.

23 AWURADE bɔfoɔ kaa sɛ: Monnome Meros,

dome na monnome emutefoɔ no,

sɛ wɔammɛdi ammoa AWURADE,

wɔammɛboa AWURADE antia dɔmmanin no.

24 Wɔnhyira Yael, mmaa mu,

Kenini Heber yere no,

wɔnhyira no ntomadan mu, mmaa mu.

25 Nsuo na ɔresrɛ anom, ɔmaa no nufosuo,

koraa fɛfɛ mu na ɔde nufosuo ani sradeɛ baeɛ.

26 Ɔtenee ne nsa sɔɔ pɛɛwa mu,

na ne nifa kuraa adwumayɛfoɔ saeɛ,

na ɔde bɔɔ Sisera

pɛkyɛɛ ne ti,

ɔfitiiɛ na ɔde bɔɔ n’asontorɔ mu.

27 Ɔpono hwee ne nan ase daa hɔ,

ɔpono hwee ne nan ase;

deɛ ɔpono hweeɛ hɔ,

ɛhɔ na ɔhwee ase wuiɛ.

28 Mpomma mu na Sisera na fa hwɛeɛ,

na ɔtwaa agyaadwo aniahunuankansa mu:

Adɛn na ne teaseɛnam akyɛre ba yi?

Adɛn na ne nteaseɛnam nan ka akyire yi?

29 Ne mmaa anyansafoɔ bua no,

na ɔno nso gye ɔno ara ne nsɛm no so:

30 Wɔrennya asadeɛ nkyɛ?

Ababaa baako anaa baanu mma ɔbarima baako,

ntadeɛ a wɔahyɛ no aduro asadeɛ mma Sisera,

ntadeɛ a wɔahyɛ no aduro adi mu adwini asadeɛ,

mpaneɛadwuma ntoma nworonnworan ahodoɔ mmienu a ɛbɛkata me kɔn mu sɛ asadeɛ?

31 Saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛeɛ, AWURADE,

na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a ɛfiri n’ahoɔden mu.

Na asase no so dwoo mfeɛ aduanan.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 6

Gideon frɛ

1 Na Israelfoɔ yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfeɛ nson.

2 Na Midian nsa yɛɛ Israel so den. Midian nti Israelfoɔ yɛɛ atu a ɛwɔ mmepɔ mu ne abodan ne huntabea fae.

3 Na sɛ Israel nya gu nnoɔma a, na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no aforo aba wɔn so,

4 na wɔbɛkyere wɔn so nsraban, na wɔsɛe asase no so nnɔbaeɛ de kɔduru Gasa, na wɔnnya aduane biara anaa odwan sɛ nantwie sɛ afunumu biara wɔ Israel.

5 Na wɔde wɔn mmoa ne wɔn ntomadan ba, na wɔba sɛ ntutummɛ pii pa; wɔne wɔn yoma nni ano, na wɔba asase no so bɛsɛe no.

6 Na Israel hodwoo Midian anim sɛ, na Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE.

7 Na Midian nti Israelfoɔ su frɛɛ AWURADE no,

8 AWURADE somaa ɔbarima diyifoɔ bi maa no baa Israelfoɔ nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me na memaa moforo firii Misraim baeɛ, na meyii mo nkoafie mu,

9 na megyee mo Misraim nsam ne mo ahafoɔ nyinaa nsam, na metuu wɔn firii mo anim, na mede wɔn asase memaa mo;

10 na mesee mo sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, monnsuro Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ no anyame, nanso moantie me nne.

11 Na AWURADE bɔfoɔ ba bɛtenaa dupɔn a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserni Yoas deɛ no ase; na ne ba Gideon repore ayuo nsa-kyi-amena mu, sɛ ɔde rehunta Midianfoɔ.

12 Na AWURADE bɔfoɔ no yii ne ho kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE di w’akyi, wo dɔmmarima.

13 Na Gideon ka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw nie, me wura, sɛ AWURADE di yɛn akyiri a, anka adɛn na yei nyinaa ato yɛn yi? Na ɛhe na n’anwanwadeɛ a yɛn agyanom kaa yɛn sɛ: Misraim na AWURADE yii yɛn, no nyinaa wɔ? Na afei AWURADE apo yɛn, na ɔde yɛn ahyɛ Midian nsa.

14 Na AWURADE danee n’ani kyerɛɛ no na ɔkaa sɛ: Fa w’ahoɔden yi ara kɔ kɔgye Israel Midian nsam; ɛnyɛ soma na masoma woɔ yi?

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo kyɛw nie, AWURADE, ɛdeɛn na mede bɛgye Israel? Hwɛ, m’asafo ahodwo Manase mu, na me nso, mene akumaa wɔ m’agya fie.

16 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, mɛdi w’akyi na woakum Midian sɛ onipa baako.

17 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Afei sɛ manya w’anim animuonyam a, ɛnneɛ yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ me, sɛ ɛyɛ wo na wo ne me rekasa yi.

18 Afei mfiri ha kɔsi sɛ mɛkɔ maba wo nkyɛn na mede m’ayɛyɛdeɛ mabɛsi w’anim. Na ɔkaa sɛ: Mɛtwɛn akɔsi sɛ wobɛsane aba.

19 Na Gideon kɔ kɔsiesiee abirekyieba ne esiam efa baako apiti; ɛnam no ɔde hyɛɛ kɛntɛn mu, na ɛho nsuo no ɔhwie guu kukuo mu, na ɔde firii adi baa ne nkyɛn odupɔn no ase, na ɔde brɛɛ no.

20 Na Nyankopɔn bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nam no ne apiti no gu ɔbotan a ɛwɔ ha yi so, na ɛho nsuo no, hwie gu. Na ɔyɛɛ saa.

21 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no tenee poma a ɛkura ne nsam no de ano kaa ɛnam ne apiti no, na ogya firi ɔboɔ no mu bɛhyee nam ne apiti no. Na AWURADE bɔfoɔ no firii n’anim kɔe.

22 Na Gideon hunuu sɛ ɛyɛ AWURADE bɔfoɔ no, Gideon kaa sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn! Afei na mahunu AWURADE bɔfoɔ anim ne anim.

23 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Asomdwoeɛ nka wo, nsuro, worenwu.

24 Ɛnna Gideon sii afɔrebukyia hɔ maa AWURADE, na ɔfrɛɛ no: Yahwe-salom.Ɛda so wɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfoɔ deɛ no de bɛsi nnɛ.

25 Na ɛbaa sɛ anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa w’agya nantwinini, nantwinini a ɔtɔ so mmienu a wadi mfeɛ nson no, na kɔdwiri Baal afɔrebukyia a ɛyɛ w’agya deɛ no, na twitwa ɛho Asera nnua no gu.

26 Na si afɔrebukyia ma AWURADE wo Nyankopɔn, bepɔ a ɛyɛ den yi atifi, sɛdeɛ ɛho nhyehyɛɛ teɛ; na fa nantwinini a ɔtɔ so mmienu no bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ Asera nnua a wobɛtwa no nnyina no so.

27 Na Gideon faa ne nkoa mu mmarima du, na ɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no; na ɛnam sɛ ɔsuro n’agya fie ne kurom hɔfoɔ no sɛ ɔbɛyɛ no awia nti, ɔyɛɛ no anadwo.

28 Na kurom hɔfoɔ no sɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔaburi Baal afɔrebukyia no, na wɔatwitwa ɛho Asera nnua no, na wɔahye nantwinini a ɔtɔ so mmienu no afɔrebukyia a wɔasie no so.

29 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwan na ɔdii saa asɛm yi? Na wɔbisa hwehwɛɛ akyiri kwan; na wɔse: Yoas ba Gideon na ɔdii saa asɛm yi.

30 Na kurom hɔfoɔ ka kyerɛɛ Yoas sɛ: Yi wo ba no bra na ɔmmɛwu, ɛfiri sɛ waburi Baal afɔrebukyia na watwitwa ɛho Asera nnua no.

31 Ɛnna Yoas ka kyerɛɛ nnipa a wɔsɔre tiaa no no nyinaa sɛ: Mo na mobɛko ama Baal, anaasɛ mobɛgye no? Deɛ ɔbɛko ama no no, ma wɔnku no anɔpa; sɛ ɔyɛ onyame a, ma no nko mma ne ho, sɛ wɔaburi n’afɔrebukyia.

32 Na wɔfrɛɛ no Yerubaal da no ara sɛ: Baal ne no nni, sɛ waburi n’afɔrebukyia.

33 Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa bɛboaa wɔn ano, na wɔtwa bɛkyeree nsraban Yesreel bonhwa mu.

34 Na AWURADE honhom sii Gideon so, na ɔhyɛn totorobɛnto, na Abi-eserfoɔ hyia bɛdii n’akyi.

35 Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Manase nyinaa na wɔn nso hyia bɛdii n’akyi. Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Aser ne Sebulon ne Naftali, na wɔforo ba bɛhyiaa no.

36 Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Sɛ ɛwom sɛ me so na worebɛfa agye Israel sɛdeɛ wokaeɛ no a,

37 hwɛ, mede odwanten nwi merebɛhata awiporebea; sɛ obosuo tɔ nwi no so, na fam hɔ nyinaa wo a, ɛno na mɛhunu sɛ me so na wobɛfa agye Israel, sɛdeɛ wokaeɛ no.

38 Na adeɛ kyee anɔpa a ɔsɔreeɛ no, ɔkyinsaa enwi no, na ɔkyii enwi no mu obosuo hyɛɛ koraa ma.

39 Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mma wo bo mmfu me, na ma menkasa prɛko yi bio. Ma memfa enwi no mensɔ menhwɛ prɛko yi bio, ma enwi no nko nwo na obosuo ntɔ ngu fam hɔ nyinaa.

40 Na Onyankopɔn yɛɛ saa, anadwo no, na enwi no nko woe, na fam hɔ nyinaa, obosuo tɔ guu hɔ.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 7

Gideon di Midianfoɔ so

1 Ɛnna Yerubaal (a ɔne Gideon) no ne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anɔpahema, na wɔkɔkyeree nsraban Harod nsuo aniwa ho, na Midian nsraban no wɔ n’atifi fam, More kokoɔ ho bonhwa no mu.

2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Ɛdɔm a wɔka wo ho no dɔɔso sene deɛ mede Midian bɛhyɛ wɔn nsa, na Israel ankyerɛ wɔn ho me so anka sɛ: Me ara me nsa na agye me.

3 Enti afei ma wɔmpae no ɔman no aso mu sɛ: Deɛ ɔsuro na n’akoma tuo no nsane n’akyi, na ɔnnane n’ani mfiri Gilead bepɔ ho nkɔ. Ɛnna ɔman no mu nnipa mpemaduonu mmienu sanee wɔn akyiri kɔeɛ, na ɛkaa nnipa mpemdu.

4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Nnipa no da so dɔɔso; fa wɔn siane kɔ asuo no ho, na menyiyi wɔn mu memma wo wɔ hɔ, na ɛmmra sɛ, deɛ mɛse wo sɛ: Oyi ne wo nkɔ no, ɔno na ɔne wo nkorɔ; na obiara a mɛse wo sɛ: Oyi ne wo nnkɔ no, ɔnnkɔ.

5 Na ɔde nnipa no siane kɔɔ asuo no ho. Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Obiara a ɔde ne tɛkyerɛma bɛtafere nsuo no bie sɛdeɛ ɔkraman tafere no, fa ɔno nko gyina. Na obiara a ɔkoto ne nankoroma anim no nso, yɛ no saa ara.

6 Na wɔn a wɔde wɔn nsa totoo wɔn ano tafereeɛ no, na ano si nnipa ahasa, na ɔman no nkaeɛ nyinaa kotoo wɔn nankoroma anim nom nsuo no bi.

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Mmarima ahasa a wɔtafereeɛ no na mede bɛgye mo, na mede Midian mahyɛ wo nsa, na ma wɔn a aka no mu biara nkɔ ne tenabea.

8 Na wɔgyegyee nkurɔfoɔ no akwansoduane ne wɔn ntotorobɛnto kurakuraa wɔn nsam; na ɔgyaa Israel nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu, na ɔsɔɔ mmarima ahasa no mu. Na Midian nsraban no wɔ n’ase fam bonhwa no mu.

9 Na anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre siane kɔ nsraban no mu, na mede mahyɛ wo nsa.

10 Na sɛ wo deɛ, wosuro sɛ wobɛsiane a, wo ne w’akoa Pura nsiane nkɔ nsraban no mu,

11 na kɔtie asɛm a wɔbɛka, na ɛno akyiri no, wo nsa bɛyɛ den na woasiane akɔ nsraban no mu. Na ɔne n’akoa Pura siane kɔɔ nsraban no mu twafoɔ no ano nohoa.

12 Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa boaboa bonhwa no mu a wɔn dodoɔ te sɛ ntutummɛ, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea.

13 Na Gideon duruiɛ no, na hwɛ, obi reyi daeɛ bi akyerɛ ne yɔnko sɛ: Hwɛ, maso daeɛ bi, na hwɛ, atokoɔ taterɛ bi remuni aba Midian nsraban mu, na ɛduruu ntomadan no ho, na ɛpem no hwee hɔ, na ɛbutuu no koraa maa ntomadan no guu hɔ.

14 Na ne yɔnko no buaa no sɛ: Yei nyɛ biribiara sɛ Israelni Yoas ba Gideon nkrantɛ; ne nsam na Onyankopɔn de Midian ne nsraban no nyinaa ahyɛ.

15 Na ɛbaa sɛ Gideon tee daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no, ɔkoto sɔree, na ɔsane baa Israel nsraban mu, na ɔkaa sɛ: Monsɔre, ɛfiri sɛ AWURADE de Midian nsraban no ahyɛ mo nsa.

16 Na ɔkyɛɛ mmarima ahasa no mu akuo mmiɛnsa, na ɔde ntotorobɛnto hyehyɛɛ wɔn nyinaa nsa ne nkuruwa hunu ne tɛnee a ɛhyehyɛ nkuruwa no mu.

17 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ me, na monyɛ sɛdeɛ meyɛ, na hwɛ, sɛ meduru nsraban no ano a, sɛdeɛ meyɛ no, saa ara na monyɛ.

18 Na sɛ me ne nnipa a wɔka me ho no nyinaa hyɛne totorobɛnto no a, mo nso monhyɛne ntotorobɛnto ntwa nsraban no ho nyinaa nhyia, na monka sɛ: AWURADE ne Gideon deɛ nie!

19 Na Gideon ne mmarima ɔha a wɔka ne ho no duruu nsraban no ano, dasuo a ɛdi mfimfini no mfitiaseɛ a wɔde awɛmfoɔ gyinagyinaeɛ ara pɛ, na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto na wɔbobɔɔ nkuruwa a ɛkurakura wɔn nsam no.

20 Na akuo mmiɛnsa no hyenhyɛnee ntotorobɛnto no, na wɔbobɔɔ nkuruwa no, na wɔkurakuraa ntɛnee no wɔn nsa benkum mu ne ntotorobɛnto no wɔn nsa nifa mu hyenhyɛnee, na wɔteaa mu sɛ: AWURADE ne Gideon nkrantɛ!

21 Na wɔgyinagyinaa hɔ, wɔn gyinabea, de twaa nsraban no ho hyiae. Na nsraban no nyinaa bɔɔ twi, na wɔteateaa mu na wɔdwanedwanee.

22 Na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto ahasa no. Na AWURADE maa wɔn nyinaa nkrantɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn yɔnkonom ne nsraban no nyinaa so. Na ɛdɔm no nyinaa dwane kɔsii Bet-sita wɔ Serera kɔsii Abel-mehola a ɛwɔ Tabat ho no ano.

23 Na wɔpae kɔhyiaa Israel mmarima firi Naftali ne Aser ne Manase nyinaa na wɔbɛtii Midian.

24 Na Gideon somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Efraim bepɔ nyinaa so kɔkaa sɛ: Monsiane nkɔhyia Midian, na monnye wɔn nsam nsuo ano akwan nkɔduru Bet-bara ne Yordan ano. Na Efraim mmarima nyinaa bɛhyiae, na wɔbɛgyee nsuo ano akwan no de kɔsii Bet-bara ne Yordan ano.

25 Na wɔkyeree Midian asafohene baanu, Oreb ne Seeb, na wɔkumm Oreb, Oreb boɔ so, na Seeb nso wɔkumm no Seeb nsa-kyi-amena ho. Na wɔtii Midian na wɔde Oreb ne Seeb tiri firi Yordan agya brɛɛ Gideon.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 8

Midianfoɔ so nkonimdie awieeɛ

1 Na Efraim mmarima ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn nti na wo ne yɛn adi saa asɛm yi sɛ wo ne Midian rekɔko no, woamfrɛ yɛn? Na wɔne no hamee denden pa ara.

2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na afei mayɛ a ɛte sɛ mo deɛ? Efraim mpɛpɛdie nyɛ nsene Abi-eser bobeteɛ nyinaa anaa?

3 Mo nsam na Onyankopɔn de Midian asafohene Oreb ne Seeb ahyɛ, na deɛn na matumi mayɛ sɛ mo? Na ɔkaa saa no, wɔn bo gyaa no fuo.

4 Na Gideon duruu Yordan ano no, ɔne mmarima ahasa a wɔka ne ho no twae; wɔabrɛ, nanso wɔtii wɔn ara.

5 Na ɔka kyerɛɛ Sukotfoɔ no sɛ: Mesrɛ mo, momma mmarima a wɔdi m’akyire yi paanoo taterɛ bi ɛ, ɛfiri sɛ wɔabrɛ, na me nso mereti Midian ahemfo Seba ne Salmuna.

6 Na Sukot atitire no kaa sɛ: Seba ne Salmuna wɔ wo nsam dada na yɛmfa paanoo mma wo dɔm yi anaa?

7 Na Gideon kaa sɛ: Yei nti sɛ AWURADE nya de Seba ne Salmuna hyɛ me nsa a, ɛnneɛ mede ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ bɛsunsuane mo honam.

8 Na ɔfirii hɔ kɔɔ Penuel na ɔne wɔn kasaa saa ara. Na Penuelfoɔ no buaa no sɛdeɛ Sukotfoɔ no buaa no no.

9 Na ɔka kyerɛɛ Penuelfoɔ no nso sɛ: Sɛ mesane meba dwoodwoo a, mɛdwiri abantenten yi.

10 Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa mpemdunum, apueeɛfoɔ dɔm no nyinaa nkaeɛ nyinaa; ɛfiri sɛ nnipa a wɔtwe nkrantɛ mpemha aduonu na atotɔ.

11 Na Gideon foro faa ntomadan mutefoɔ kwan so, Noba ne Yogbeha apueeɛ, na ɔkɔkunkumm dɔm no, ɛfiri sɛ na ɛdɔm no ani nna wɔn ho so.

12 Na Seba ne Salmuna dwanee, na ɔtii wɔn kɔkyeree Midian ahemfo baanu no, Seba ne Salmuna, na ɔbɔɔ dɔm no nyinaa gui.

13 Ɛnna Yoas ba Gideon sane firii akono faa Heres aforoeɛ baeɛ.

14 Na ɔkyeree aberanteɛ bi a ɔfiri Sukotfoɔ no mu, na ɔbisaa no, na ɔtwerɛɛ Sukot atitire ne emu mpanimfoɔ no din maa no, mmarima aduɔson nson.

15 Na ɔbaa Sukotfoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ: Hwɛ, Seba ne Salmuna a wɔn nti mosopaa me sɛ: Seba ne Salmuna wɔ wo nsam dada na yɛmma wo mmarima a wɔabrɛ no paanoo no nie?

16 Na ɔfaa kuro no mu mpanimfoɔ, na ɔfaa ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ, de kyerɛɛ Sukotfoɔ no nyansa.

17 Na ɔdwirii Penuel abantenten no, na ɔkunkumm kuro no mu mmarima.

18 Na ɔka kyerɛɛ Seba ne Salmuna sɛ: Mmarima a mokunkumm wɔn Tabor no te sɛn? Na wɔse: Wɔne wo pɛ, wɔn nyinaa sesɛ ahene mma.

19 Na ɔkaa sɛ: Me nuanom, me na mma ne wɔn; sɛ AWURADE te aseɛ yi, momaa wɔtenaa ase a, anka merenkum mo.

20 Na ɔka kyerɛɛ n’abakan Yeter sɛ: Sɔre ku wɔn. Nanso abɔfra no antwe ne nkrantɛ, na ɔsuro, ɛfiri sɛ na ɔda so yɛ abɔfra.

21 Na Seba ne Salmuna kaa sɛ: Wo ara sɔre to yɛn dadeɛ, na sɛdeɛ ɔbarima teɛ na ne mmaninyɛ teɛ. Ɛnna Gideon sɔre kunkumm Seba ne Salmuna, na ɔfaa asrane nketewa a ɛgu wɔn yoma kɔn mu no.

22 Na Israel mmarima ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Di yɛn so, wo ne wo ba ne wo ba ba nyinaa, ɛfiri sɛ wo na woagye yɛn afiri Midian nsam.

23 Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me deɛ, merenni mo so, na me ba nso nnni mo so, AWURADE na ɔnni mo soɔ.

24 Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mɛbisa mo hɔ biribi; mo nyinaa momfa mo asadeɛ mu nkaa mmrɛ me. (Ɛnam sɛ Midianfoɔ yɛ Ismaelfoɔ nti, na wɔwowɔ sika nkaa.)

25 Na wɔkaa sɛ: Yɛfiri yɛn pɛ mu de bɛma. Na wɔde ntoma sɛɛ hɔ, na obiara too n’asadeɛ mu nkaa guu so.

26 Na sika nkaa a ɔbisaeɛ no ano si sika nnwetɛbena apem ahanson; ɛsono asrane nketewa ne aso mu ahyehyɛdeɛ ne ntadeɛ a ɛberedum a ɛhyehyɛ Midian ahemfo no, na ɛsono wɔn yoma kɔn mu ahyehyɛdeɛ no.

27 Na Gideon de yɛɛ ngusoɔ, na ɔde sii kuro Ofra mu. Ɛhɔ na Israel nyinaa dii akyire adwamammɔ mu, na ɛdanee Gideon ne ne fie fidie.

28 Na wɔbrɛɛ Midian ase Israelfoɔ anim, na wɔamma wɔn tiri so bio. Na asase no so dwoo Gideon nna mu mfirinhyia aduanan.

29 Na Yoas ba Yerubaal sii mu kɔtenaa ne fie.

30 Na Gideon wɔ mmammarima aduɔson a wɔfiri n’asene mu, ɛfiri sɛ na ɔwɔ yerenom pii.

31 Na ne mpena a ɔwɔ Sekem no nso woo ɔbabarima maa no, na ɔtoo no din Abimelek.

32 Na Yoas ba Gideon wuu akorabɔ pa mu, na wɔsiee no n’agya Yoas asieeɛ a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfoɔ deɛ no.

33 Na Gideon wuiɛ no, Israelfoɔ sane kɔdii Baalim akyiri adwamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.

34 Na Israelfoɔ no ankae AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii wɔn atamfoɔ nyinaa nsam hyiaeɛ no,

35 nso wɔanyɛ Yerubaal (a ɛyɛ Gideon) fie adɔeɛ amfa antua yie a ɔyɛɛ Israel no nyinaa so ka.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 9

Abimelek nnebɔne ne ne sɛeɛ

1 Ɛnna Yerubaal ba Abimelek sii mu kɔɔ Sekem ne na nuanom nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn ne ne na n’agya fie abusua nyinaa sɛ:

2 Monka ngu Sekemfoɔ nyinaa aso mu sɛ: Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ ma mo, sɛ Yerubaal mmammarima aduɔson no nyinaa bɛdi mo soɔ anaa ɔbaako? Na monkae sɛ mo dompe ne mo nam ne me.

3 Ɛnna ne na nuanom no kaa ne ho nsɛm yi nyinaa guu Sekemfoɔ nyinaa aso mu; na wɔn akoma dane dii Abimelek akyi, na wɔse: Yɛn nua ne no.

4 Na wɔfaa Baal-berit fie nnwetɛbena aduɔson de maa no; na Abimelek de bɔɔ nnipa ahuhufoɔ animharefoɔ bi paa maa wɔdii n’akyi.

5 Na ɔbaa n’agya fie Ofra bɛkunkumm ne nuanom, Yerubaal mmammarima aduɔson no, ɔboɔ baako so; nanso ɛkaa Yerubaal babarima kumaa Yotam, ɛfiri sɛ ɔde ne ho siee.

6 Na Sekemfoɔ no nyinaa ne abankɛseɛ mufoɔ nyinaa bɛhyiae, na wɔkɔ kɔsii Abimelek hene nkaeɛboɔ dupɔn a ɛwɔ Sekem no ase.

7 Na wɔkɔka kyerɛɛ Yotam no, ɔsii mu kɔgyinaa Gerisim bepɔ atifi, na ɔmaa ne nne so teaa mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sekemfoɔ, montie me, na Onyankopɔn nso ntie mo.

8 Da bi nnua kɔɔ sɛ wɔrekɔsra obi ngo asi wɔn so hene, na wɔka kyerɛɛ ngodua sɛ: Di yɛn so hene.

9 Na ngodua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mennya me sradeɛ a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa animuonyam no hɔ, na menkɔkyini nnua so anaa?

10 Na nnua no ka kyerɛɛ borɔdɔma sɛ: Wo deɛ, bra bɛdi yɛn so hene.

11 Na borɔdɔma ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mennya me dɛ ne m’aba pa no hɔ, na menkɔkyini nnua so anaa?

12 Na nnua no ka kyerɛɛ bobe sɛ: Wo deɛ, bra bɛdi yɛn so hene.

13 Na bobe ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mennya me nsa a ɛgye anyame ne nnipa ani no hɔ, na menkɔkyini nnua so anaa?

14 Ɛnna nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nkasɛɛ sɛ: Wo deɛ, bra bɛdi yɛn so hene.

15 Na nkasɛɛ ka kyerɛɛ nnua no sɛ: Sɛ nokorɛ mu na moresra me ngo asi me mo so hene a, ɛnneɛ mommra mmɛhyɛ me nwunu ase; na sɛ ɛnte saa a, ogya mfiri nkasɛɛ mu mmɛhye Lebanon ntweneduro no.

16 Na afei, sɛ modii no nokorɛ ne pɛyɛ mu sɛ mode Abimelek sii hene, na sɛ mo ne Yerubaal ne ne fie adi no yie, na sɛ ne nsa ano adwuma ho adeɛ na mode ayɛ no yi a, —

17 sɛ m’agya ko maa mo na ɔde ne nkwa too ne nsam, na ɔgyee mo firii Midian nsam,

18 na mo deɛ, moasɔre atia m’agya fie nnɛ akum ne mma, mmarima aduɔson ɔboɔ baako so, na mode n’afenaa ba Abimelek asi Sekemfoɔ so hene, sɛ mo nua ne no nti, —

19 ɛnneɛ, sɛ nokorɛ ne tenenee mu na mo ne Yerubaal ne ne fie adi nnɛ yi a, mo ani nnye Abimelek ho, na ɔno nso ani nnye mo ho.

20 Na sɛ ɛnte saa a, ogya mfiri Abimelek mu mmɛhye Sekemfoɔ ne abankɛseɛ mufoɔ, na ogya nso mfiri Sekemfoɔ ne abankɛseɛ mufoɔ mu mmɛhye Abimelek.

21 Na Yotam twee ne ho dwane kɔɔ Beer kɔtenaa hɔ, ne nua Abimelek ho suro nti.

22 Na Abimelek dii Israel so mfeɛ mmiɛnsa.

23 Ɛnna Onyankopɔn somaa honhommɔne bi baa Abimelek ne Sekemfoɔ ntam, na Sekemfoɔ twitwaa Abimelek nkontompo,

24 na Yerubaal mma aduɔson no ho mmusuo aba, na wɔn mogya abua wɔn nua Abimelek a ɔkumm wɔn no ne Sekemfoɔ a wɔhyɛɛ ne nsa den sɛ ɔnkum ne nuanom no atifi.

25 Na Sekemfoɔ maa nnipa kɔtɛɛ no mmepɔ atifi, na wɔbɔɔ wɔn a wɔbɛfaa wɔn nkyɛn ɔkwan no soɔ nyinaa apoo. Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek.

26 Na Ebed ba Gaal ne ne nuanom ba bɛsene kɔɔ Sekem; na Sekemfoɔ no de wɔn ani too ne so.

27 Na wɔfirii adi kɔɔ mfuo mu kɔtetee wɔn bobe nturo mu aba na wɔkyikyii nsa, na wɔtoo anigyeɛ nnwom, na wɔkɔɔ wɔn nyame fie, na wɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek.

28 Na Ebed ba Gaal kaa sɛ: Hwan ne Abimelek, na hwan ne Sekem a yɛnsom no? Ɛnyɛ Yerubaal ba ne no na Sebul yɛ ne safohene? Monsom Sekem agya Hamor mmarima no ɛ, na ɛdeɛn nti na yɛn deɛ, yɛnsom no?

29 Na hwan na ɔde ɔman yi bɛhyɛ me nsa na anka matu Abimelek soɔ. Na ɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ: Ma wo dɔm nnɔɔso na firi bra.

30 Na kuro no so safohene Sebul tee Ebed ba Gaal nsɛm no, na ne bo fuiɛ,

31 na ɔnam aseɛ somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Abimelek nkyɛn sɛ: Hwɛ, Ebed ba Gaal ne ne nuanom aba Sekem, na hwɛ, wɔrehwanyan ɔman no atia wo.

32 Na afei sɔre anadwo, wo ne nnipa a wɔka wo ho no, na kɔtɛ wira mu.

33 Na anɔpa a owia repue no, sɔre ntɛm bɛto hyɛ kuro no so, na hwɛ, ɔno ne nnipa a wɔka ne ho no bɛfiri adi abɛhyia wo, na woayɛ no sɛdeɛ wobɛtumi.

34 Ɛnna Abimelek ne ɛdɔm a wɔka ne ho no nyinaa sɔree anadwo, na wɔnam akuo nnan bɛtetɛɛ Sekem.

35 Na Ebed ba Gaal firii adi kɔgyinaa kuro no pono ano. Na Abimelek ne nnipa a wɔka ne ho no sɔre firii atɛeɛ hɔ.

36 Na Gaal hunuu nnipa no, ɔka kyerɛɛ Sebul sɛ: Hwɛ, nkurɔfoɔ bi firi mmepɔ no atifi resiane. Na Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: Mmepɔ no sunsum na wohunu sɛ nnipa no.

37 Na Gaal kaa bio sɛ: Hwɛ, ɔman bi firi asase funuma mu resiane ba, na ekuo baako firi Akɔmfoɔ Dupɔn kwan so reba.

38 Na Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: Afei, ɛhe na w’ano a ɛkaa sɛ: Hwan ne Abimelek a yɛnsom no no wɔ? Ɛnyɛ nnipa a wobuu wɔn akumaa no nie? Afei firi adi ɛ, na wo ne wɔn nkɔko.

39 Na Gaal firii adi dii Sekemfoɔ no anim, na ɔne Abimelek kɔkoe.

40 Na Abimelek pamm no, na ɔdwanee n’anim, na atɔfoɔ bebree totɔe de kɔsii kuro no pono ano.

41 Na Abimelek tenaa Aruma; na Sebul pamm Gaal ne ne nuanom no sɛ wɔnntena Sekem.

42 Na adeɛ kyeeɛ no, nkurɔfoɔ no firii adi kɔɔ wira mu; wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek.

43 Na ɔfaa nnipa no buu wɔn mu akuo mmiɛnsa, na ɔkɔtɛɛ wiram. Na ɔhwɛe, na hwɛ, na nkurɔfoɔ no refiri adi afiri kuro no mu, na ɔsɔre tiaa wɔn kunkumm wɔn.

44 Na Abimelek ne asafokuo a wɔka ne ho no bɔɔ kirididi kɔgyinaa kuro no pono ano, na asafokuo mmienu no to hyɛɛ wɔn a wɔwɔ wiram no nyinaa so kunkumm wɔn.

45 Na Abimelek ne kuro no koo da mu no nyinaa, na ɔfaa kuro no, na ɔkumm nnipa a wɔwɔ mu no, na ɔbɔɔ kuro no, na ɔde nkyene petee so.

46 Na Sekem abankɛseɛ mufoɔ nyinaa teeɛ no, wɔkɔɔ onyame Berit fie aban mu.

47 Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ Sekem aban mufoɔ nyinaa aboaboa wɔn ano.

48 Ɛnna Abimelek foro kɔɔ Salmon bepɔ soɔ, ɔne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa, na Abimelek faa akuma kuraa ne nsam na ɔkɔtwaa dua mman, na ɔmaa so bɔɔ ne kɔn ho, na ɔka kyerɛɛ ɛdɔm a wɔka ne ho no sɛ: Deɛ moahunu sɛ mayɛ yi, monka mo ho nyɛ sɛdeɛ mayɛ no.

49 Na nnipa no nyinaa twitwaa nnua mman de dii Abimelek akyi de bɛguu aban no ho, na wɔde gya too aban no mu guu wɔn so. Na Sekem abankɛseɛ no mu nnipa nyinaa nso wuwuiɛ, mmarima ne mmaa bɛyɛ apem.

50 Ɛnna Abimelek sii mu kɔɔ Tebes kɔkyeree Tebes so nsraban, na ɔfae.

51 Na abantenten denden bi wɔ kuro no mu, na ɛhɔ na mmarima ne mmaa nyinaa ne kuro no mufoɔ nyinaa dwanedwane kɔeɛ na wɔtoo wɔn ho mu, na wɔforo kɔɔ aban no atifi.

52 Na Abimelek duruu aban no ho bɛkoe, na ɔtwe pinii aban no pono ano sɛ ɔde ogya rebɛhye.

53 Na ɔbaa bi too ayuyammoba bɔɔ Abimelek tiri de pɛkyɛɛ ne tikwankoraa.

54 Ɛnna ɔfrɛɛ n’akoa a ɔso n’akodeɛ ntɛm ka kyerɛɛ no sɛ: Twe wo nkrantɛ ku me, na wɔanka no me ho sɛ ɔbaa na ɔkumm no. Na n’abɔfra no wɔɔ no maa no tɔree.

55 Na Israel mmarima no hunuu sɛ Abimelek atɔ no, wɔn nyinaa kɔɔ wɔn tenabea.

56 Na Onyankopɔn tuaa Abimelek bɔne a ɔyɛɛ n’agya, sɛ ɔkumm ne nuanom aduɔson no so ka.

57 Na Sekem mmarima no bɔne nyinaa nso, Onyankopɔn maa no buaa wɔn atifi, na Yerubaal ba Yotam nnome no baa wɔn so.

Categories
Atemmufoɔ

Atemmufoɔ 10

Tola ne Yair ho asɛm

1 Na Abimelek akyiri no, deɛ ɔsɔre bɛgyee Israel ne Pua ba Tola a ɔyɛ Isakarni Dodo ba; na ɔtenaa Samir, Efraim bepɔ so.

2 Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ aduonu mmiɛnsa. Na ɔwui, na wɔsiee no Samir.

3 Na n’akyiri no, Gileadni Yair sɔree, na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ aduonu mmienu.

4 Na ɔwɔ mmammarima aduasa a na wɔtenatena mfunumu mma aduasa soɔ na wɔwɔ nkuro aduasa a wɔfrɛ no Yair nkuro de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asase so.

5 Na Yair wui, na wɔsiee no Kamon.

Israelfoɔ hyɛ wɔn atamfoɔ ase bio

6 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfoɔ anyame ne Filistifoɔ anyame, na wɔgyaa AWURADE hɔ na wɔansom no.

7 Na AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔnee wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Amonfoɔ nsa.

8 Na wɔhom Israelfoɔ so haa wɔn afe no ara mu. Mfeɛ dunwɔtwe na wɔdii Israelfoɔ a wɔwɔ Yordan agya, Amorifoɔ asase soɔ wɔ Gilead no nyinaa soɔ.

9 Na Amonfoɔ no bɛtwaa Yordan ne Yuda ne Benyamin ne Efraim fie nso bɛkoe; na Israel ho hiahiaa wɔn sɛ.

10 Ɛnna Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ wo bɔne, sɛ yɛagya yɛn Nyankopɔn hɔ na yɛakɔsom Baalim.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ: Misraimfoɔ, Amorifoɔ, Amonfoɔ, Filistifoɔ,

12 Sidonfoɔ, Amalekfoɔ ne Maonfoɔ anhyɛ mo so! Na mosu frɛɛ me no, megyee mo firii wɔn nsam.

13 Na mo deɛ, moagya me hɔ akɔsom anyame foforɔ. Enti merenkɔ so mennye mo bio.

14 Monkɔ nkɔsu mfrɛ anyame a moayi wɔn no, na wɔnnye mo mo ahohia berɛ mu.

15 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne; wo deɛ, yɛ yɛn sɛdeɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ nyinaa, gyeɛ nko na gye yɛn nnɛ da yi.

16 Na wɔyiyii anyame ananafoɔ no firii wɔn mu, na wɔsomm AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahomete.

17 Na Amonfoɔ no hyia ba bɛkyeree nsraban Gilead. Na Israelfoɔ no nso boaboaa wɔn ano kɔkyeree nsraban Mispa.

18 Na Gilead man, wɔn mu atitire sesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwan ne ɔbarima a ɔne Amonfoɔ no bɛfiri aseɛ ako? Ɔno na ɔnkɔdi Gileadfoɔ nyinaa tire.