Categories
Asomafoɔ

Asomafoɔ 11

Petro bɔ amanneɛ kyerɛ Yerusalem asɔre no

1 Na asomafoɔ ne anuanom a wɔwɔ Yudea no tee sɛ amanaman mufoɔ no nso agye Nyankopɔn asɛm.

2 Na Petro baa Yerusalem no, wɔn a wɔyɛ twetiatwafoɔ no ne no gyee akyinnyeɛ

3 sɛ: Adɛn nti na woakɔ nnipa a wɔnyɛ twetiatwafoɔ mu, na wo ne wɔn akɔdidie yi?

4 Na Petro firii aseɛ bɔɔ wɔn ne nyinaa ho amanneɛ mmaako mmaako sɛ:

5 Mewɔ Yopa kuro mu merebɔ mpaeɛ, na m’ani wiaa me maa mekɔɔ tebea foforɔ mu, na anisoadehunu mu no, mehunuu biribi a ɛresiane sɛ nwera kɛseɛ a wɔakyekyere no ahinanan, na wɔgyaa mu firi soro, na ɛbaa me nkyɛn.

6 Na megyenee m’ani mehwɛɛ mu no, mehunuu asase so ntɔteboa ne anwonanwonammoa ne wɔn a wɔwea ne wiem ntakraboa wɔ mu.

7 Na metee sɛ ɛnne bi ka kyerɛɛ me sɛ: Petro, sɔre kum di!

8 Na mese: Dabi da, Awurade, ɛfiri sɛ biribiara a wɔkyire, anaa ɛho nteɛ nkɔɔ m’anomu da.

9 Na ɛnne no firi soro buaa me ne mprenu so sɛ: Deɛ Onyankopɔn ate ho no, mmu no akyiwadeɛ.

10 Yei yɛɛ mprɛnsa, na wɔtwetwee ne nyinaa kɔɔ soro bio.

11 Na amonom hɔ ara na nnipa baasa a wɔsomaa wɔn firi Kaesarea baa me nkyɛn no gyina efie a mewɔ mu no ano.

12 Na Honhom no ka kyerɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ, na mennye hwee ho akyinnyeɛ. Nso anuanom baasia yi ne me kɔe, na yɛkɔɔ ɔbarima no fie.

13 Na ɔkaa yɛn sɛdeɛ ɔhunuu ɔbɔfoɔ sɛ ɔgyina ne fie hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Soma nnipa kɔ Yopa kɔhyia Simon a wɔfrɛ no Petro.

14 Ɔno na ɔbɛka nsɛm a wo ne wo fie nyinaa nam so bɛnya nkwagyeɛ akyerɛ woɔ.

15 Na mefirii aseɛ sɛ merekasa no, Honhom Kronkron bɛguu wɔn so, sɛdeɛ mfitiaseɛ no, ɛbɛguu yɛn so no ara.

16 Na mekaee Awurade asɛm a ɔkaa sɛ: Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu, na mo deɛ, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.

17 Enti sɛ Onyankopɔn maa wɔn akyɛdeɛ korɔ no ara sɛ yɛn nso a yɛgyee Awurade Yesu Kristo diiɛ no a, mene hwan a mɛtumi masi Onyankopɔn kwan?

18 Na wɔtee nsɛm yi no, wɔmuaa wɔn ano, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnneɛ na Onyankopɔn ama amanaman mufoɔ no nso adwensakyera a ɛde kɔ nkwa mu.

Amanaman mu asafo a ɛdi kan

19 Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano soɔ no nti wɔhweteeɛ no kyinii kɔduruu Foinike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafoɔ nko.

20 Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafoɔ no.

21 Na Awurade nsa ka wɔn ho, na nnipa pii gye dii, na wɔdane baa Awurade nkyɛn.

Barnaba kɔ Antiokia

22 Na wɔn ho asɛm yi duruu asafo a ɛwɔ Yerusalem no aso mu, na wɔsomaa Barnaba sɛ ɔnkɔ ara nkɔduru Antiokia.

23 Na ɔbaeɛ na ɔbɛhunuu Nyankopɔn adom no, n’ani gyee, na ɔtuu wɔn nyinaa fo sɛ wɔnsi wɔn adwene pi mmata Awurade ho.

24 Na ɔyɛ onipa pa a Honhom Kronkron ne gyidie ahyɛ no ma. Na wɔde nkurɔfoɔ bebree bɛkaa Awurade ho.

25 Na ɔfiri hɔ kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo;

26 na ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Na wɔne asafo no bɛtenae afirinhyia mu, na wɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ bebree. Antiokia na wɔdii kan too asuafoɔ no din Kristofoɔ.

Wɔboa Yudea Kristofoɔ ahiafoɔ

27 Na nna no mu no, adiyifoɔ bi firi Yerusalem baa Antiokia.

28 Na wɔn mu baako a ne din de Agabo sɔree nam Honhom so kyerɛɛ sɛ ɛkɔm kɛseɛ rebɛba asase nyinaa so; ɛno na ɛbaa mu Klaudio berɛ soɔ no.

29 Na asuafoɔ no bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔn nyinaa mmaako mmaako de biribi bɛmane anuanom a wɔte Yudea no, sɛdeɛ wɔn mu biara bɛtumi, na wɔde ahwɛ wɔn.

30 Wɔyɛɛ saa, na wɔde somaa Barnaba ne Saulo maa wɔde kɔmaa mpanimfoɔ no.

Categories
Asomafoɔ

Asomafoɔ 12

Wɔde Petro to afiase

1 Saa berɛ yi ara na Ɔhene Herode tenee ne nsa yɛɛ asafo no mu nnipa bi ayayadeɛ.

2 Ɔde nkrantɛ kumm Yohane nua Yakobo.

3 Na ɔhunuu sɛ ɛsɔɔ Yudafoɔ ani nti, ɔtoaa so kɔfaa Petro nso, nanso na ɛyɛ Apiti nna;

4 na ɔkyee no no, ɔde no kɔtoo afiase. Na ɔde no hyɛɛ asraafoɔ baanan a wɔwɛn bom saa ahodoɔ nnan nsa sɛ wɔnwɛn no. Na ɔpɛ sɛ Twam afahyɛ no akyiri no, ɔyi no kɔkyerɛ ɔman no.

5 Afei wɔde Petro kɔtoo afiase hɔ deɛ, nanso asafo no toaa so bɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ maa no.

Ɔbɔfoɔ bi yi Petro

6 Anadwo no ara a Herode rebɛyi no akorɔ no, na Petro da asraafoɔ baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agu no, na awɛmfoɔ a wɔgyinagyina ɛpono ano rewɛn afiase no anibereɛ so.

7 Na hwɛ, Awurade bɔfoɔ bɛgyinaa ne nkyɛn, na ɛdan no mu hɔ hrann; na ɔbɔɔ Petro nkyɛn mu nyanee no sɛ: Sɔre ntɛm! Na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn no firii ne nsa gui.

8 Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ w’abɔsoɔ na hyɛ wo mpaboa! Na ɔyɛɛ saa. Na ɔsee no sɛ: Fira wo ntoma na di m’akyi!

9 Na ɔfirii adi dii n’akyi; na na ɔnnim sɛ deɛ ɔbɔfoɔ no yɛeɛ no yɛ ampa, ɛfiri sɛ ɔsusuu sɛ ɔrehunu n’ani so adeɛ.

10 Na wɔtwaa awɛmfoɔ a wɔdi kan ne wɔn a wɔtɔ so mmienu ho no, wɔduruu dadeɛ pono a ɛde kɔ kuro no mu no ho, na ɛno ara ankasa bue maa wɔn, na wɔfirii adi twaa mu borɔno baako so, na ntɛm ara ɔbɔfoɔ no gyaa no hɔ.

11 Na Petro ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ: Afei na mahunu ampa sɛ Awurade asoma ne bɔfoɔ abɛyi me afiri Herode nsam ne deɛ Yudafoɔ man retwɛn nyinaa mu.

Asafo no anigyeɛ

12 Na ɔresusu ho no, ɔbaa Yohane a wɔfrɛ no Marko ne na Maria fie; ɛhɔ na na nnipa bebree aboaboa wɔn ano rebɔ mpaeɛ.

13 Na ɔrebɔ aboboano pono no mu no, abaawa bi a ne din de Rode ba bɛtiee.

14 Na ɔtee Petro nne no, anigyeɛ nti wammue ɛpono no, na ɔtutuu mmirika kɔkaa sɛ Petro gyina ɛpono no akyi.

15 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ dam! Na ɔkɔɔ so ara kaa sɛ ɛte saa. Na wɔkaa sɛ: Ɛyɛ ne bɔfoɔ!

16 Na Petro da so rebɔ pono no mu ara; na wɔbueeɛ no, wɔhunuu no, na wɔn ho dwirii wɔn.

17 Na ɔde ne nsa nyamm wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano, na ɔkaa sɛdeɛ Awurade yii no firii afiase hɔ no kyerɛɛ wɔn. Na ɔse: Monkɔka nsɛm yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom no. Na ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.

18 Na adeɛ kyeeɛ no, ahoyera a ɛbaa asraafoɔ no mu nyɛ adewa, sɛ ɛdeɛn ara na ayɛ Petro.

19 Na Herode hwehwɛɛ no na wanhu no no, ɔbisaa awɛmfoɔ no sɛ ɛyɛeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔkum wɔn. Na ɔsiane firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ.

Herode wuo a ɛyɛ hu

20 Afei na Herode afa Tirofoɔ ne Sidonfoɔ ho abufuo; enti wɔyɛɛ nokorɔ baa ne nkyɛn, na wɔde bɛbɔɔ ɔhene dabehene Blasto so sɛ ɔnsrɛ amannwoeɛ mma wɔn, ɛfiri sɛ ɔhene no asase so na wɔnya nnuane.

21 Na da a wɔhyɛeɛ duruiɛ no, Herode hyɛɛ n’ahentadeɛ, na ɔtenaa asɛnnie adwa so, na ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn.

22 Na ɔman no huroo sɛ: Onyame bi nne nie, na ɛnyɛ onipa deɛ.

23 Na amonom hɔ ara na Awurade bɔfoɔ bɛbɔɔ no, ɛfiri sɛ wamfa animuonyam amma Onyankopɔn; na ɔdɔree mmoaa, na ɔwuiɛ.

Barnaba ne Saulo sane ba Antiokia

24 Na Nyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na ɛtrɛe.

25 Na Barnaba ne Saulo wiee wɔn som no, wɔsane firii Yerusalem, na wɔfaa Yohane a wɔfrɛ no Marko nso kaa wɔn ho.

Categories
Asomafoɔ

Asomafoɔ 13

Wɔsoma Barnaba ne Saulo

1 Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo.

2 Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kaa sɛ: Monyi Barnaba ne Saulo mma me na wɔnkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.

3 Ɛnna wɔdii mmuada na wɔbɔɔ mpaeɛ na wɔde wɔn nsa guu wɔn soɔ no, wɔgyaa wɔn kwan.

4 Na afei Honhom Kronkron somaa wɔn saa no, wɔsii mu kɔɔ Seleukia, na wɔfiri hɔ nam suhyɛn mu kɔɔ Kipro.

5 Na wɔduruu Salami no, wɔkaa Nyankopɔn asɛm Yudafoɔ hyia adan mu; na Yohane nso ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.

Sergio Paulo ne Elima

6 Na wɔtwaa mu supɔ no so kɔduruu Pafo no, wɔhunuu osumanni odiyifoɔ torofoɔ bi a ɔyɛ Yudani a ne din de Bar-Yesu.

7 Ɔno na na ɔka Amrado Sergio Paulo a ɔyɛ ɔbadwemma ho. Ɔno na ɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, ɛfiri sɛ na ɔrepɛ Nyankopɔn asɛm atie.

8 Na osumanni Elima no (nso sɛdeɛ ne din nkyerɛaseɛ teɛ ara ne no) sii wɔn kwan, na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔdane amrado no firi gyidie no ho.

9 Na Saulo a wɔfrɛ no Paulo nso a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no hwɛɛ no dinn

10 kaa sɛ: Wo a nnaadaa ne mmusuo nyinaa ayɛ wo ma, ɔbonsam ba, tenenee nyinaa tamfo, worennyae Awurade kwan a ɛtene no konton anaa?

11 Na afei, hwɛ, Awurade nsa da wo so, na w’ani bɛfira, na worenhunu owia, gye da bi. Na amonom hɔ ara kusukuukuu ne esum bɛduruu no so maa no kyini hwehwɛɛ obi a ɔbɛsɔ ne nsa akyerɛ ne kwan.

12 Ɛberɛ a amrado no hunuu deɛ asie no, ɔgye diiɛ, na Awurade nkyerɛkyerɛ no yɛɛ no ahodwiri.

Perge ne Antiokia

13 Na Paulo ne ne mfɛfoɔ tu firii Pafo no, wɔbaa Perge a ɛwɔ Pamfilia; na Yohane twee ne ho firii wɔn ho sane kɔɔ Yerusalem.

14 Na wɔn deɛ, wɔfirii Perge no, wɔtwaa mu baa Antiokia a ɛwɔ Pisidia, na wɔkɔɔ hyiadan mu homeda kɔtenaa ase.

Paulo asɛnka wɔ Antiokia

15 Na wɔwiee mmara ne adiyifoɔ no kenkan no, hyiadan no mu mpanimfoɔ soma baa wɔn nkyɛn sɛ: Anuanom, sɛ mowɔ afotusɛm bi a mobɛka akyerɛ ɔman no a, monka!

16 Na Paulo sɔre gyinae, na ɔde ne nsa nyamm kaa sɛ: Israel mmarima ne mo a mosuro Onyankopɔn, montie!

17 Israel man yi, Nyankopɔn na ɔyii yɛn agyanom, na ɔman no te Misraim asase so sɛ ahɔhoɔ no, ɔmaa wɔn so, na ɔde nsa a wama soɔ yii wɔn firii hɔ.

18 Na ɛbɛyɛ mfirinhyia aduanan na ɔkuraa wɔn mu nyaa wɔn ho boasetɔ danedanee wɔn, ɛserɛ so.

19 Na ɔsɛee aman nson Kanaan asase soɔ no, ɔkyɛɛ wɔn asase no maa wɔn.

20 Na ɛno akyiri bɛyɛ mfirinhyia ahanan aduonum no, ɔmaa wɔn atemmufoɔ de bɛsii Odiyifoɔ Samuel so.

21 Na ɛfiri ɔno soɔ no, wɔbisaa sɛ wɔmma wɔn ɔhene; na Onyankopɔn de Saulo, Kis ba a ɔfiri Benyamin abusuakuo mu maa wɔn mfirinhyia aduanan.

22 Na ɔtuu no no, ɔmaa Dawid so de no sii wɔn so hene; ɔno nso na ɔdii no adanseɛ sɛ: Mahunu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a m’akoma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.

23 Oyi asefoɔ mu na Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ soɔ yii Yesu yɛɛ no Israel Agyenkwa.

24 Nso Yohane kaa adwensakyera asubɔ kyerɛɛ Israel man no nyinaa ansa na ɔreba.

25 Na Yohane reyɛ awie ne dwumadie no, ɔkaa sɛ: Mosusu sɛ mene hwan? Ɛnyɛ mene no; na hwɛ, obi di m’akyiri reba a mensɛ sɛ mesane ne nan ase mpaboa.

26 Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.

27 Na ɛsiane sɛ wɔn a wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim no ne adiyifoɔ nsɛm a wɔkenkan daa homeda no nti, wɔbuu no fɔ de maa nsɛm no baa mu.

28 Na wɔanhunu adeɛ biara a ɛfata owuo wɔ ne mu, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ wɔnku no.

29 Na wɔwiee deɛ wɔatwerɛ ne ho nyinaa no, wɔyii no firii dua no ho de no kɔtoo ɛda mu.

30 Na Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu,

31 na nna bebree, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔne no firi Galilea baa Yerusalem no; wɔn ara ne n’adansefoɔ ma ɔman no.

32 Na yɛn deɛ, yɛka mo bɔ a wɔhyɛɛ agyanom no ho asɛmpa

33 sɛ Onyankopɔn ama no aba mu koraa ama yɛn a yɛyɛ wɔn mma, na wanyane Yesu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Dwom a ɛtɔ so mmienu no mu sɛ:

Wone me ba,

ɛnnɛ na mawo woɔ.

34 Na sɛ ɔnyanee no firii awufoɔ mu, na ɔrensane nkɔ porɔ mu bio no, ɔkaa no wɔ saa kwan yi so sɛ:

Mede Dawid adonneɛ a ɛsi hɔ pintinn no bɛma mo.

35 Enti nso ɔkaa no Dwom foforɔ mu sɛ:

Woremma wo kronkronni no nhunu porɔeɛ.

36 Na Dawid deɛ, ɔsomm ɔno ara ne berɛ so sɛdeɛ Nyankopɔn pɛ wieeɛ no, ɔwuiɛ, na wɔde no kɔtoo n’agyanom nkyɛn, na ɔhunuu porɔeɛ;

37 nanso deɛ Onyankopɔn nyanee no no anhunu porɔeɛ.

38 Enti, anuanom, monhunu sɛ ɛnam oyi so na wɔka bɔne fakyɛ kyerɛ mo;

39 na nnoɔma a montumi nni ho bem Mose mmara mu no nyinaa, oyi mu na obiara a ɔgye die no di ho bem.

40 Enti monhwɛ yie, na asɛm a wɔaka no adiyifoɔ mu no amma mo so sɛ:

41 Monhwɛ, mo fɛdifoɔ,

na ɛnyɛ mo nwanwa na monyera;

ɛfiri sɛ meyɛ adwuma bi wɔ mo berɛ so,

adwuma a sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nnie.

42 Na wɔfiri hyiadan mu hɔ firii adie no, wɔsrɛɛ sɛ homeda foforɔ wɔmmɛka nsɛm no nkyerɛ wɔn bio.

43 Na wɔn a wɔahyia mu no paepaee mu no, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ nyamesurofoɔ no mu bebree dii Paulo ne Barnaba akyi, na wɔkasa kyerɛɛ wɔn tuu wɔn fo sɛ wɔntena Nyankopɔn adom no mu.

Asomafoɔ no kɔ amanaman mufoɔ nkyɛn

44 Na homeda foforɔ duruiɛ no, ɛkaa kumaa, na anka kuro mu no nyinaa bɛhyiaa sɛ wɔrebɛtie Nyankopɔn asɛm.

45 Na Yudafoɔ no hunuu nkurɔfoɔ akuakuo no, anibereɛ nti, wɔkasakasa tiaa deɛ Paulo reka no gyee no akyinnyeɛ, na wɔkaa abususɛm.

46 Na Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: Ɛhia sɛ anka wɔka Nyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane; na ɛnam sɛ mosum twene na mobu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdane kɔ amanaman no nkyɛn.

47 Na saa ara na Awurade ahyɛ yɛn sɛ:

Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea,

na woayɛ nkwagyeɛ akɔduru asase ano.

48 Na amanaman mufoɔ no teeɛ no, wɔn ani gyee, na wɔhyɛɛ Awurade asɛm no animuonyam. Na dodoɔ a wɔayi wɔn ama daa nkwa no gye dii.

Ɔtaa de wɔn kɔ Ikonium

49 Na Awurade asɛm no trɛɛ asase no nyinaa so.

50 Na Yudafoɔ no hwanyann mmaa nyamesurofoɔ a wɔwɔ din ne kuro no mu atitire, na wɔmaa ɔtaa baa Paulo ne Barnaba so, na wɔpamm wɔn firii wɔn asase so.

51 Ɛnna wɔporoporoo wɔn nan ase mfuturo guu wɔn soɔ, na wɔbaa Ikonium.

52 Na asuafoɔ no deɛ, anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn ma.

Categories
Asomafoɔ

Asomafoɔ 14

Paulo ne Barnaba kɔ Likaonia

1 Na ɛbaa sɛ Ikonium nso wɔn baanu no kɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu, na wɔkɔkaa asɛm maa Yudafoɔ ne Helafoɔ pii gye diiɛ.

2 Na Yudafoɔ a wɔnnye nni no hwanyann amanaman mufoɔ no maa wɔnyaa anuanom no ho adwemmɔne.

3 Enti wɔtenaa hɔ kyɛree, na wɔde nnam paee mu kasa maa Awurade, na ɔno nso dii n’adom asɛm no ho adanseɛ, na ɔnam wɔn nsa so maa wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ.

4 Nanso kuro mu hɔfoɔ no mu paee, ɔfa wɔ Yudafoɔ no afa, na ɔfa nso wɔ asomafoɔ no afa.

5 Na amanaman mufoɔ no ne Yudafoɔ ne wɔn mpanimfoɔ no bɔɔ kirididi baa sɛ wɔrebɛbɔ wɔn adapaa, na wɔakɔsi wɔn aboɔ no,

6 wɔhunui, na wɔdwane kɔɔ Likaonia nkuro Listra ne Derbe ne asase a ɛda ho no so;

7 na wɔtenaa hɔ kaa asɛmpa no.

Obubuani bi ayaresa

8 Na ɔbarima bi wɔ Listra a ɔntumi nnyina ne nan soɔ, na ɔte hɔ, ɔyɛ obubuani firi ne na yam, na ɔnnantee da.

9 Oyi tee sɛ Paulo rekasa; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hunuu sɛ ɔwɔ gyidie sɛ ɔbɛnya ayaresa,

10 enti ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Sɔre gyina wo nan so kyirebenn! Na ɔhurihurii, na ɔnanteeɛ.

11 Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuu deɛ Paulo ayɛ no, wɔmaa wɔn nne so kaa no Likaonia kasa mu sɛ: Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa asianesiane aba yɛn nkyɛn!

12 Na wɔfrɛɛ Barnaba Seus, na Paulo nso, wɔfrɛɛ no Hermes, ɛfiri sɛ ɔno na na ɔka asɛm.

13 Na Seus a n’asɔredan wɔ kuro no anim no sɔfoɔ de anantwinini ne nhwiren a wɔakyekyerɛ baa kuro no aboboano pɛɛ sɛ ɔne nkurɔfoɔ akuakuo no de bɛbɔ afɔdeɛ.

14 Na asomafoɔ Barnaba ne Paulo teeɛ no, wɔsunsuanee wɔn ntoma mu tutuu mmirika kɔɔ nkurɔfokuo no mu teaa mu sɛ:

15 Mmarima, adɛn na moreyɛ yeinom? Yɛn nso yɛyɛ nnipa te sɛ mo ara, na yɛka asɛmpa kyerɛ mo sɛ monnane mfiri ahuhudeɛ yi ho nkɔ Onyankopɔn a ɔte ase no nkyɛn; ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.

16 Ɔno na tete berɛ a atwa mu no mu no, ɔmaa amanaman nyinaa kwan sɛ wɔmfa wɔn ara wɔn akwan soɔ;

17 nanso wannyae ne ho adansedie, yɛɛ yie maa mo nsuo firi soro ne berɛ a aduane ba, na ɔde aduane ne anigyeɛ maa mo abotɔyam.

18 Na nsɛm a wɔkaeɛ yi nyinaa akyi mpo, wɔbrɛɛ ansa na wɔretumi ama nkurɔfoɔ akuakuo no agyae wɔn afɔdeɛ no bɔ.

19 Na Yudafoɔ bi firi Antiokia ne Ikonium baa hɔ; na wɔbɛhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no kutupa, na wɔsii Paulo aboɔ no, wɔtwee no firii kuro no mu susuu sɛ wawu.

20 Na asuafoɔ no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ no, ɔsɔre kɔɔ kuro no mu. Na adeɛ kyeeɛ no, ɔne Barnaba firii hɔ kɔɔ Derbe.

21 Na wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ kuro mu hɔfoɔ na wɔdanee nnipa bebree asuafoɔ no, wɔsane kɔɔ Listra ne Ikonium ne Antiokia

22 hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu.

23 Na wɔsisii mpanimfoɔ maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpaeɛ no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adie no nsa.

Wɔtena Antiokia

24 Na wɔtwaa mu wɔ Pisidia no, wɔbaa Pamfilia.

25 Na wɔkaa asɛm no wɔ Perge no, wɔbɛduruu Atalia.

26 Na wɔfirii hɔ faa nsuo ani baa Antiokia, faako a wɔde wɔn hyɛɛ Onyankopɔn adom nsa maa adwuma a wɔakɔwie no.

27 Na wɔbaeɛ na wɔfrɛɛ asafo no boaa ano no, wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn akɔyɛ nyinaa ne sɛdeɛ wabue gyidie pono ama amanaman mufoɔ no.

28 Na wɔne asuafoɔ no tenaa hɔ kyɛree.

Categories
Asomafoɔ

Asomafoɔ 15

Asomafoɔ ne mpanimfoɔ nhyiamu wɔ Yerusalem

1 Na nnipa bi firi Yudea ba bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ: Sɛ wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ teɛ no a, montumi nnya nkwagyeɛ.

2 Na afei akasakasa ne akyinnyegyeɛ denden bi baa Paulo ne Barnaba ɛne wɔn ntam no, wɔhyɛɛ sɛ asɛm no nti Paulo ne Barnaba ne wɔn mu binom nso nkɔ asomafoɔ ne mpanimfoɔ no nkyɛn wɔ Yerusalem.

3 Na asafo no gyaa wɔn kwan no, wɔkɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanaman no adwensakyera ho asɛm, na wɔmaa anuanom no nyinaa ani gyee kɛseɛ.

4 Na wɔduruu Yerusalem no, asafo no ne asomafoɔ ne mpanimfoɔ no gyee wɔn, na wɔkaa deɛ Onyankopɔn de wɔn ayɛ nyinaa kyerɛɛ wɔn.

5 Na ebinom a wɔfiri Farisifoɔ fekuo mu a wɔagye adie sɔree, na wɔkaa sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwa wɔn twetia na wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnni Mose mmara no soɔ.

6 Na asomafoɔ ne mpanimfoɔ no bɛhyiaa sɛ wɔbɛhwɛ asɛm yi.

7 Na wɔgyee ho akyinnyeɛ pii no, Petro sɔre ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anuanom, mo ara monim sɛ mfitiaseɛ no ara na Onyankopɔn yii me wɔ yɛn mu sɛ me na amanaman no mfa m’anomu asɛm so nte asɛmpa no na wɔnnye nni.

8 Na Onyankopɔn a ɔnim akoma mu no dii wɔn adanseɛ maa wɔn Honhom Kronkron sɛdeɛ ɔmaa yɛn nso no;

9 na wamma no ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu.

10 Afei adɛn na mosɔ Onyankopɔn hwɛ, sɛ mode kɔnnua a yɛn agyanom ne yɛn antumi ansoa to asuafoɔ no kɔn soɔ?

11 Na Awurade Yesu adom so mmom na yɛgye di sɛ wɔnam bɛgye yɛn nkwa, sɛ wɔn nso.

12 Na nnipakuo no nyinaa yɛɛ komm, na wɔtiee Barnaba ne Paulo a wɔreka nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ no amanaman no mu.

13 Na wɔn ano siiɛ no, Yakobo buaa sɛ: Anuanom, montie me!

14 Simeon aka sɛdeɛ kane Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no, sɛ ɔreyi wɔn mu nnipa ama ne din.

15 Yei so na adiyifoɔ no nsɛm sie, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

16 Yeinom akyiri no mɛsane

mabɛsi Dawid ntomadan a ahwe ase no bio,

na masi deɛ wɔadwirie no bio,

na mama so bio.

17 Na nnipa a aka no

ne amanaman a wɔbɛbɔ me din wɔ mu no nyinaa ahwehwɛ Awurade akyiri kwan

18 Awurade a ɔma wɔhunuu yeinom nyinaa firi wiase asefire no na ɔka.

19 Enti m’asɛm a mewɔ meka ne sɛ: Wɔnnha wɔn a wɔfiri amanaman no mu adane aba Nyankopɔn nkyɛn no;

20 na wɔntwerɛ nkɔma wɔn sɛ: Wɔnyi wɔn ho mfiri abosom afideɛ ne adwamammɔ ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne mogya ho.

21 Na ɛfiri tete no na Mose wɔ wɔn a wɔka n’asɛm nkuro nyinaa mu, na wɔkenkan no hyia adan mu daa homeda.

Wɔde ɔmane nwoma kɔma amanaman asafo no

22 Enti ɛyɛɛ asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne asafo mu no sɛ ɛyɛ sɛ wɔyi wɔn mu nnipa bi soma wɔn ka Paulo ne Barnaba ho kɔ Antiokia, wɔne Yuda a wɔfrɛ no Barsaba nso, ne Silas, anuanom no mu nnipa atitire,

23 na wɔtwerɛɛ nwoma hyɛɛ wɔn nsa sɛ: Asomafoɔ ne anuanom mpanimfoɔ no kyea anuanom a wɔfiri amanaman mu a wɔwɔ Antiokia ne Siria ne Kilikia no.

24 Ɛsiane sɛ yɛate sɛ nnipa bi firi yɛn mu de nsɛm bi abɛtane mo ani, aha mo adwene, nanso yɛanhyɛ wɔn saa nti,

25 yɛde nokorɔ hyiaeɛ no, ɛyɛɛ yɛn sɛ ɛyɛ sɛ yɛyi nnipa bi soma wɔn ka yɛn adɔfo Barnaba ne Paulo,

26 nnipa a yɛn Awurade Yesu Kristo din nti wɔde wɔn kra ama no, ho ba mo nkyɛn.

27 Enti yɛasoma Yuda ne Silas a wɔde ano nso bɛka nsɛm no ara.

28 Na ɛsɔɔ Honhom Kronkron ne yɛn ani sɛ, wɔmfa adesoa bi nto mo soɔ, gye deɛ ɛhia yi ara, ɛne

29 sɛ monyi mo ho mfiri nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya anguo na wɔwuiɛ ne adwamammɔ mu; ɛno na sɛ moyi mo ho firi ho a, ɛyɛ. Ɛnsi mo yie!

30 Na afei wɔgyaa wɔn kwan no, wɔbaa Antiokia; na wɔmaa asafo no hyiaeɛ no, wɔyii nwoma no mae.

31 Na wɔkenkaneeɛ no, awerɛkyekyerɛ no nti wɔn ani gyee.

32 Na Yuda ne Silas a wɔn nso yɛ adiyifoɔ no de nsɛm pii tuu anuanom no fo, na wɔhyɛɛ wɔn den.

33 Na wɔkyɛree hɔ kakra no, anuanom no gyaa wɔn kwan dwoodwoo kɔɔ wɔn a wɔsomaa wɔn no nkyɛn.

34 [Nanso ɛyɛɛ Silas sɛ ɔntena hɔ ara.]

35 Na Paulo ne Barnaba ne nnipa pii a wɔka wɔn ho nso tenaa Antiokia kyerɛkyerɛe, na wɔkaa Awurade asɛmpa no.

Silas si Barnaba ananmu

36 Na nna bi twaa mu no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ: Ma yɛnsane nkɔhwɛ anuanom no nkuro a yɛaka Awurade asɛm no hɔ nyinaa mu, nkɔhwɛ sɛdeɛ wɔteɛ.

37 Na Barnaba kaa sɛ wɔbɛfa Yohane a wɔfrɛ no Marko aka wɔn ho.

38 Nanso Paulo susuu sɛ ɛnyɛ sɛ wɔbɛfa deɛ ɔtwee ne ho firii wɔn ho Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no aka wɔn ho.

39 Ɛnna akasakasa a emu yɛ den baeɛ, na ɛmaa wɔpaepaee mu, na Barnaba faa Marko faa nsuo ani kɔɔ Kipro;

40 na Paulo faa Silas, na anuanom no de no hyɛɛ Nyankopɔn adom nsa no, ɔsii mu kɔe.

41 Na ɔkɔtwaa mu Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.

Categories
Asomafoɔ

Asomafoɔ 16

Timoteo ka wɔn ho wɔ Listra

1 Na Paulo kɔduruu Derbe ne Listra nso, baabi a na osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani baa bi a ɔyɛ gyidini ba, nanso n’agya yɛ Helani.

2 Na anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonium no bɔ no din pa.

3 Ɔno na Paulo pɛɛ sɛ ɔne no korɔ, na Yudafoɔ a wɔwɔ fa mu hɔ no nti, ɔfaa no twaa no twetia, ɛfiri sɛ na wɔn nyinaa nim sɛ n’agya yɛ Helani.

4 Na wɔretwa mu nkuro no mu no, wɔde mmara a asomafoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no hyɛɛ sɛ wɔnni soɔ no maa wɔn.

5 Ɛnna asafo ahodoɔ no yɛɛ den gyidie mu, na wɔkɔɔ so dɔree daa.

Paulo anisoadehunu wɔ Troa

6 Na wɔtwaa mu Frigia ne Galatia asase so, ɛfiri sɛ Honhom Kronkron sii wɔn kwan sɛ wɔnnka asɛm no Asia.

7 Na wɔduruu Misia ntentensoɔ no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu honhom no amma wɔn kwan.

8 Enti wɔsianee Misia ho baa Troa.

9 Na anadwo no, Paulo hunuu anisoadeɛ sɛ ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: Twa mu bra Makedonia bɛboa yɛn!

10 Na ɔhunuu anisoadeɛ no ara pɛ na yɛpɛɛ sɛ yɛkɔ Makedonia, ɛfiri sɛ ɛyɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn na afrɛ yɛn ampa sɛ yɛnkɔka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.

11 Ɛnna yɛsii suhyɛn mu tu firii Troa de mmirika tene baa Samotrake. Na adeɛ kyeeɛ no, yɛbaa Neapoli.

12 Na yɛfirii hɔ kɔɔ Filipi a ɛyɛ Makedonia mansini kuropɔn mu. Na yɛdii kuro yi mu nna kakra.

Lidia adwensakyera

13 Na homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asuo bi ho baabi a yɛsusuu sɛ wɔbɔ mpaeɛ hɔ. Na yɛtenaa aseɛ no, yɛkasa kyerɛɛ mmaa a wɔabɛhyia hɔ no.

14 Na ɔbaa bi a ne din de Lidia a ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ a ɔfiri Tiatira kuro mu, a ɔsom Onyankopɔn tiee; na Awurade buee n’akomam sɛ ɔntie deɛ Paulo reka no.

15 Na wɔbɔɔ ɔno ne ne fiefoɔ asu no, ɔsrɛɛ sɛ: Sɛ moabu me sɛ megye Awurade medi nokorɛ mu a, mommra mmɛtena me fie; na ɔsrɛɛ yɛn ara maa yɛn ne no kɔe.

Afenaa bi ayaresa

16 Na ɛbaa sɛ yɛrekɔ bɔ mpaeɛ no, abaawa bi a ɔwɔ akɔm honhom bɛhyiaa yɛn; nso na ɔde nkɔmhyɛ ama ne wuranom anya wɔn ho sɛ.

17 Ɔno na ɔdii Paulo ne yɛn akyiri teaa mu sɛ: Nnipa yi ne Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no nkoa a wɔkyerɛ mo nkwagyeɛ kwan.

18 Na ɔyɛɛ yei nna bebree. Na ɛyɛɛ Paulo ahomete, na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ honhom no sɛ: Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ: Firi adi firi ne mu! Na dɔn no ara mu ɔfirii adi.

19 Na ne wuranom hunuu sɛ wɔn mfasoɔ abɔ wɔn no, wɔsɔɔ Paulo ne Silas mu twee wɔn kɔɔ edwa mu mpanimfoɔ anim,

20 na wɔde wɔn kɔmaa asafohene sɛ: Nnipa yi yɛ Yudafoɔ a wɔretane yɛn kuro yi ani,

21 na wɔkyerɛ amanneɛ bi a yɛnni ho kwan sɛ yɛgyeɛ anaasɛ yɛyɛ, ɛfiri sɛ yɛyɛ Romafoɔ.

22 Na nkurɔfokuo no nso sɔre tiaa wɔn, na asafohene no yii wɔn ho ntadeɛ hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa.

23 Na wɔkaa wɔn mmaa pii no, wɔde wɔn kɔguu afiase hyɛɛ ofiasehwɛfoɔ no nsa sɛ ɔmfa wɔn nsie yie.

24 Na ɔno nso, wɔhyɛɛ no saa no, ɔde wɔn kɔguu afiase a ɛwɔ mfimfini no mu, na ɔde wɔn nan bobɔɔ dua mu.

Ofiasehwɛfoɔ no adwensakyera

25 Na dasuo mu no, Paulo ne Silas bɔɔ mpaeɛ too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafoɔ no tieeɛ.

26 Na mpofirim ara asasewosoɔ kɛseɛ maa afiase no nnyinasoɔ wosoe, na amonom hɔ ara apono no nyinaa buebuee, na wɔn nyinaa ahoma sanesanee.

27 Na ofiasehwɛfoɔ no firi nna mu nyaneeɛ na ɔhunuu sɛ afiase apono no abuebue no, ɔtwee ne nkrantɛ sɛ anka ɔrebɛdi ne ho awu, ɛfiri sɛ ɔsusuu sɛ nneduafoɔ no adwane.

28 Na Paulo de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Nyɛ wo ho bɔne bi, na yɛn nyinaa wɔ ha.

29 Na ɔbisaa kanea de mmirika bae, na ɔde ahopopoɔ bɛhwɛɛ Paulo ne Silas anim,

30 na ɔde wɔn firii adie no, ɔkaa sɛ: Awuranom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa?

31 Na wɔse: Gye Awurade Yesu di, na wɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nkwa.

32 Na wɔkaa Awurade asɛm kyerɛɛ ɔno ne wɔn a wɔwɔ ne fie nyinaa.

33 Na ɔfaa wɔn anadwo dɔn no ara mu hohoroo wɔn akuro no, na ɔmaa wɔbɔɔ ɔne wɔn a wɔyɛ ne fiefoɔ nyinaa asu amonom hɔ ara.

34 Na ɔde wɔn baa ne fie too wɔn pono, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adie nti, ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn.

35 Na adeɛ kyeeɛ no, asafohene no somaa asraafoɔ baa sɛ: Gyaa nnipa no na wɔnkɔ.

36 Na ofiasehwɛfoɔ no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Paulo sɛ: Asafohene no asoma sɛ wɔnnyaa mo mma monkɔ; enti afei momfiri adi nkɔ dwoodwoo.

37 Ɛnna Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔammu yɛn atɛn, na wɔahwe yɛn a yɛyɛ Romafoɔ edwa mu, na wɔde yɛn agu afiase, afei ansa na wɔpɛ sɛ wopamo yɛn kodɛɛ anaa? Dabi da, na ma wɔn ara wɔmmɛyi yɛn.

38 Na asraafoɔ no kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ asafohene no; na wɔtee sɛ wɔyɛ Romafoɔ no, wɔsuroeɛ.

39 Na wɔba bɛpaa wɔn kyɛw maa wɔn dibem, na wɔyii wɔn srɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu nkɔ.

40 Na wɔfirii afiase hɔ kɔɔ Lidia fie. Na wɔhunuu anuanom no, wɔkyekyeree wɔn werɛ, na wɔfiri hɔ kɔeɛ.

Categories
Asomafoɔ

Asomafoɔ 17

Sakasakayɛ ba Tesalonika

1 Na wɔtwaa mu wɔ Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika; ɛhɔ na Yudafoɔ hyiadan wɔ.

2 Na sɛdeɛ Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ wɔn nkyɛn homeda mmiɛnsa ne wɔn kɔyɛɛ twerɛ nsɛm ho mpɛnsɛnpɛnsɛm.

3 Ɔkyerɛkyerɛɛ mu dii ho adanseɛ sɛ ɛtwa sɛ Kristo no hunu amane, na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Na ɔse: Yesu a meka mo ne ho asɛm yi ara ne Kristo no.

4 Na wɔn mu binom gye dii, na wɔde wɔn ho bɔɔ Paulo ne Silas ho, wɔne Helafoɔ nyamesurofoɔ no mu pii ne mmaa mpanimfoɔ no mu fa kɛseɛ.

5 Na Yudafoɔ no ani bereeɛ, na wɔfaa ahuhufoɔ no mu nnipa bɔne bi kaa wɔn ho, na wɔmaa nkurɔfoɔ no bɔɔ bum bɛhyiae, na wɔdanee kuro no ani butui, na wɔkɔtwaa Yason dan ho hyiaeɛ, hwehwɛɛ sɛ wɔyi wɔn firi adi de wɔn kɔma nkurɔfoɔ no.

6 Na wɔanhu wɔn no, wɔtwee Yason ne anuanom no bi kɔmaa kuro no mu mpanimfoɔ, na wɔteateaa mu sɛ: Yeinom a wɔadane wiase ani abutuo no aba ha nso!

7 Na Yason agye wɔn. Nso wɔn nyinaa bu Kaesare mmara no so ka sɛ, ɔhene foforɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.

8 Na nkurɔfoɔ no ne ɔman mpanimfoɔ no tee yei no, ɛhaa wɔn pa ara.

9 Na Yason ne wɔn a aka no dii agyinamu maa wɔn no, wɔgyaa wɔn ma wɔkɔe.

Paulo ne Silas kɔ Beroia

10 Na ntɛm ara anuanom no gyaa Paulo ne Silas kwan anadwo kɔɔ Beroia; na wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu.

11 Yudafoɔ a ɛwɔ ha no yɛ animdefoɔ sene wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, ɛfiri sɛ wɔyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa na wɔhwehwɛ twerɛsɛm no mu sɛ nnoɔma no te saa anaa.

12 Enti wɔn mu bebree gye dii, wɔne Helafoɔ mmaa a wɔwɔ din ne mmarima no mu fa kɛseɛ ara.

13 Na Yudafoɔ a wɔfiri Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Nyankopɔn asɛm Beroia nso no, wɔbaa hɔ bɛhwanyanee ɛhɔfoɔ no nso.

14 Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano; na Silas ne Timoteo deɛ, wɔtenaa hɔ.

15 Na wɔn a wɔkɔgyaa Paulo no de no kɔɔ Atene. Ɔkraa wɔn sɛ Silas ne Timoteo mmra ne nkyɛn ntɛmntɛm no, wɔsii mu kɔe.

Paulo ne Yudafoɔ ne Helafoɔ nkɔmmɔbɔ

16 Na Paulo retwɛn wɔn wɔ Atene na ɔhunuu sɛ kuro no de wɔn ho ama abosonsom no, ɛyɛɛ no ahometeɛ pa ara.

17 Enti hyiadan mu, na ɔne Yudafoɔ ne nyamesurofoɔ no yɛɛ nhwehwɛmu dendeenden, na edwa mu nso, daa na ɔne wɔn a ɔbɛto wɔn no dii anobaebaeɛ.

18 Na Epikurofoɔ ne Stoafoɔ anyansapɛfoɔ bi nso ne no di anobaebaeɛ. Ebinom kaa sɛ: Ɔpɔtɔni yi se deɛn nie? Na ebinom se: Wayɛ sɛdeɛ ɔka abosom ahɔhoɔ bi ho asɛm. (Na ɔreka wɔn Yesu ne owusɔreɛ ho asɛmpa no.)

19 Ɛnna wɔfaa no de no kɔɔ Areopago kaa sɛ: Wobɛtumi akyerɛ yɛn nkyerɛkyerɛ foforɔ yi ase?

20 Ɛfiri sɛ nsɛm a wode aba yi yɛ yɛn aso mu asɛm foforɔ. Enti yɛpɛ sɛ yɛhunu deɛ ɛkyerɛ.

21 Nso Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a wɔabɛtena hɔ nyinaa nni hwee yɛ sɛ wɔbɛka anaa wɔbɛte asɛm foforɔ bie.

22 Na Paulo gyinaa Areopago mfimfini kaa sɛ: Atene mmarima, mahunu sɛ mowɔ gyidie wɔ nnoɔma pii mu dodo.

23 Ɛfiri sɛ meretwa mu na mehwɛɛ nnoɔma a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi nso a wɔatwerɛ so sɛ: Onyame a wɔnni no dea. Enti deɛ monnim na mosɔre no no, ɔno na meka ne ho asɛm mekyerɛ mo yi.

24 Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, ɔno ara a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, ɔnte asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu,

25 nanso wɔmfa nnipa nsa nsom no sɛ deɛ ɛhia no biribie. Ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne ade nyinaa;

26 na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa firi onipa baako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmerɛ ahodoɔ ne wɔn tenabea hyeɛ ato hɔ ama wɔn

27 sɛ wɔnhwehwɛ Awurade sɛ ebia wɔbɛte ne nka na wɔahu no, nso ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.

28 Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ, sɛdeɛ mo nnwontofoɔ binom nso aka sɛ:

Ɛfiri sɛ n’abusua nso ne yɛn.

29 Na ɛnam sɛ yɛyɛ Nyankopɔn abusua nti, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Nyankopɔn tebea te sɛ sika anaa dwetɛ anaa ɔboɔ, adwini a onipa de ne nyansa ne n’adwene adie.

30 Ne saa nti Onyankopɔn abu n’ani agu mmerɛ ahodoɔ a wɔnnim no so, na afei deɛ, ɔhyɛ nnipa a ɛwɔ mmaa nyinaa sɛ wɔnsakyera wɔn adwene,

31 ɛfiri sɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bɛbu wiase atɛn tenenee mu; ɔno na wama no asɔre afiri awufoɔ mu de adi adanseɛ sɛ nnipa nyinaa nnye nni.

32 Na wɔtee awufoɔ sɔreɛ no, ebinom dii fɛw, na ebinom kaa sɛ: Yɛbɛtie wo wɔ asɛm yi ho bio.

33 Enti Paulo firii wɔn nkyɛn kɔeɛ.

34 Nso nnipa bi de wɔn ho bɔɔ ne ho, na wɔgye diiɛ; wɔn mu bi ne Dionisio a ɔka Areopago kuo ho ne ɔbaa bi a ne din de Damari ne ebinom a wɔka wɔn ho.

Categories
Asomafoɔ

Asomafoɔ 18

Paulo wɔ Korinto

1 Yeinom akyiri no, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto.

2 Na ɔhunuu Yudani bi a ne din de Akwila a wɔwoo no Ponto, na ɔfiri Italia baa hɔ nkyɛreeɛ, ne ne yere Priskila, ɛfiri sɛ Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma nkɔ. Paulo kɔɔ wɔn nkyɛn,

3 na ɛnam sɛ ɔne wɔn yɛ adwuma baako nti, ɔtenaa wɔn nkyɛn yɛɛ adwuma; ɛfiri sɛ wɔyɛ ntomadanyɛfoɔ.

4 Na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu maa Yudafoɔ ne Helafoɔ gye diiɛ.

5 Na Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nnam kaa asɛm no na ɔdii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ sɛ Yesu ne Kristo no.

6 Na wɔtuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporoo n’atadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ara mo atifi; me deɛ, me ho afi. Ɛfiri nnɛ merekɔ amanaman no mu.

7 Ɛnna ɔfirii hɔ kɔɔ obi a ne din de Tito Yusto a ɔyɛ onyamesuroni, a ne fie bata hyiadan ho no nkyɛn.

8 Na hyiadan mu panin Krispo ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ, na Korintofoɔ mu bebree a wɔteeɛ no nso gye dii maa wɔbɔɔ wɔn asu.

9 Na Awurade ka kyerɛɛ Paulo anisoadehunu mu anadwo sɛ: Nsuro, kasa, na mmua w’ano!

10 Ɛfiri sɛ meka wo ho, na obiara renka wo mmɛyɛ wo hwee; na mewɔ nkurɔfoɔ pii kuro yi mu.

11 Na ɔtenaa hɔ afe ne abosome nsia kyerɛkyerɛɛ Nyankopɔn asɛm wɔ wɔn mu.

12 Na Galio di Akaia amrado no, Yudafoɔ no de anokorɔ sɔre tiaa Paulo, na wɔde no kɔɔ asɛnnie adwa anim

13 kaa sɛ: Oyi tu nnipa aso sɛ wɔnkwati mmara no nsom Onyankopɔn.

14 Na Paulo yɛɛ sɛ ɔrebɛbue n’ano no, Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: Yudafoɔ, sɛ ɛyɛ adeɛ a ɛntene anaa abususɛm bi a, anka ɛsɛ sɛ metie mo;

15 na sɛ ɛyɛ asɛm ne din ne mo mmara ho asɛmmisa bi deɛ a, ɛnneɛ mo ara monhwɛ! Na me deɛ, merenyɛ saa nsɛm yi temmufoɔ.

16 Na ɔpamoo wɔn firii asɛnniiɛ hɔ.

17 Na Helafoɔ no nyinaa faa hyiadan mu panin Sostene hwee no asɛnniiɛ hɔ, nanso Galio ammu yeinom biara.

Paulo sane kɔ Antiokia

18 Na Paulo kɔɔ so tenaa hɔ kyɛree kakra ara yie no, ɔkraa anuanom no, ɔfirii hɔ faa nsuo ani kɔɔ Siria a Priskila ne Akwila ka ne ho; na ɔyii ne ti wɔ Kenkrea; ɛfiri sɛ na wadi nseɛ.

19 Na wɔbaa Efeso, na ɔgyaa wɔn hɔ; na ɔno ara deɛ, ɔkɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ kɔyɛɛ nhwehwɛmu dendeenden.

20 Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛre kakra no, wampene.

21 Na ɔkraa wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane maba mo nkyɛn bio. Na ɔfirii Efeso sii nsuo ani.

22 Na ɔsii fam wɔ Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no, na ɔsane kɔɔ Antiokia.

23 Na ɔkyɛree hɔ kakra no, ɔfirii hɔ kɔkyinii Galatia ne Frigia nkuro nyinaa mu hyɛɛ asuafoɔ no nyinaa den.

Apolo wɔ Efeso ne Korinto

24 Na Yudani bi a ne din de Apolo, a wɔwoo no Aleksandria, onipa a n’ano ateɛ na ɔyɛ nam wɔ twerɛsɛm no mu, baa Efeso.

25 Oyi na wɔakyerɛkyerɛ no Awurade kwan soɔ; na ɔyɛ hye honhom mu nti, ɔkasae, na ɔkyerɛkyerɛɛ Yesu ho nsɛm yie, nso Yohane asubɔ nkutoo na na ɔnim.

26 Ɔfirii aseɛ de akokoɔduro kasaa hyiadan mu. Na Priskila ne Akwila teeɛ no, wɔfaa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.

27 Na ɔpɛɛ sɛ ɔbɛsene akɔ Akaia no, anuanom no hyɛɛ no den, na wɔtwerɛɛ nwoma kɔsrɛɛ asuafoɔ no sɛ wɔnnye no. Na ɔduruu hɔ no, ɔboaa wɔn a wɔnam adom so agye adie no pii.

28 Na ɔde n’asɛm kaa Yudafoɔ no gui wɔ badwam, nam twerɛsɛm so kyerɛɛ pefee sɛ Yesu ne Kristo no.

Categories
Asomafoɔ

Asomafoɔ 19

Paulo wɔ Efeso

1 Na ɛbaa sɛ berɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo kyinii amantifi asase so, na ɔbɛduruu Efeso; na ɔbɛtoo asuafoɔ bi no,

2 ɔbisaa wɔn sɛ: Mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron anaa? Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Yɛntee pɛn mpo sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.

3 Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn mu na wɔbɔɔ mo asu hyɛeɛ? Na wɔse: Yohane asubɔ mu.

4 Na Paulo se: Yohane bɔɔ adwensakyera asu mmom, ka kyerɛɛ ɔman no sɛ, wɔnnye deɛ ɔdi n’akyiri reba a ɔne Yesu no nni.

5 Na wɔteeɛ no, wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu hyɛɛ Awurade Yesu din mu.

6 Na Paulo de ne nsa guu wɔn soɔ no, Honhom Kronkron baa wɔn so, na wɔkaa kasa ahodoɔ pii, na wɔhyɛɛ nkɔm.

7 Na wɔn nyinaa bɛyɛ mmarima dummienu.

8 Na ɔkɔɔ hyiadan mu de akokoɔduro kaa asɛm abosome mmiɛnsa, kyerɛkyerɛɛ mu yie ama wɔagye Nyankopɔn ahennie ho asɛm no adi.

9 Nanso na ebinom akoma yɛ den, na wɔntie, na wɔkasa Ɔkwan no ho bɔne nnipakuo no anim nti, ɔgyaa wɔn hɔ yii asuafoɔ no firii wɔn mu, na ɔkasaa wɔ obi a ɔde Tirano suadan mu daa.

10 Na saa adeɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu, na ɛmaa wɔn a wɔte Asia nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ, tee Awurade asɛm.

Skewa mma baason ho asɛm

11 Na Onyankopɔn nam Paulo nsa so yɛɛ ahoɔdenneɛ a wɔnka,

12 na ɛmaa wɔde ne ho nnuku anaa nsɛnanimu mpo bɛguu ayarefoɔ so, na nyarewa no firii wɔn so, na ahonhommɔne firii wɔn mu.

13 Ɛnna Yudafoɔ bi a wɔnam kyini tutu ahonhommɔne no mu binom sii wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ Awurade Yesu din wɔ wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne so sɛ: Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no gu mo so.

14 Yudani sɔfo panin Skewa mma baason bi na wɔyɛɛ saa.

15 Na honhommɔne no buaa sɛ: Menim Yesu, na menim Paulo, na mone hwannom?

16 Na onipa a honhommɔne no wɔ ne mu no to hyɛɛ wɔn so yɛɛ wɔn pasaa, na wɔde adagya ne pira dwane firii efie no mu.

17 Na Yudafoɔ ne Helafoɔ a wɔte Efeso nyinaa teeɛ no, ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Awurade Yesu din ayɛ kɛse.

18 Na wɔn a wɔagye adie no mu pii ba bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn nkokoam nsɛm.

19 Na wɔn a na wɔyɛ asumanneɛ no mu bebree de wɔn nwoma ba bɛhyee no wɔ nnipa nyinaa anim; na wɔbuu ne boɔ ano hunuu sɛ ɛsi nnwetɛbena ɔpeduonum.

20 Sɛdeɛ Awurade asɛm nam ahoɔden so nyiniiɛ na ɛyɛɛ den ne no.

21 Na wɔwiee yeinom no, Paulo bɔɔ ne tiri mu sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem, na ɔse: Meduru hɔ a, akyire yi ɛtwa sɛ mekɔhunu Roma nso.

22 Na ɔmaa wɔn a wɔsom no no mu baanu, Timoteo ne Erasto kɔɔ Makedonia, na ɔno ara deɛ ɔkyɛree wɔ Asia kakra.

Demetrio sakasakayɛ

23 Ɛberɛ no ara mu sakasaka a ɛbaa Ɔkwan no ho nyɛ adewa.

24 Ɛne sɛ, dwetɛdwumfoɔ bi a ne din de Demetrio a ɔde dwetɛ yɛ Artemi asɔredan nsɛsoɔ ma adwumfoɔ nya mfasoɔ kɛseɛ

25 boaa wɔne wɔn a wɔyɛ adwuma yi bie no ano kaa sɛ: Awuranom, monim sɛ adwinnie yi mu na yɛnya yɛn ho.

26 Na mohunu, na mote aseɛ sɛ, ɛnyɛ Efeso ha nko, na ɛrekame ayɛ Asia nyinaa, na Paulo yi atu nkurɔfoɔ bebree aso, adane wɔn ani, ka sɛ: Anyame a wɔde nsa ayɛ nyɛ anyame.

27 Na ɛnyɛ yɛn adwuma nko na ɛrekame asɛeɛ, na mmom ɔbosombaa kɛseɛ Artemi asɔrefie rekɔyɛ sɛ wɔmmu no hwee bio, na n’animuonyam kɛseɛ a Asia nyinaa ne wiase de sɔre no no rebɔ no.

28 Na wɔteeɛ no, wɔn bo fui pa ara, na wɔteateaa mu sɛ: Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ!

29 Na basabasa hyɛɛ kuro no ma, na wɔde adwenkorɔ bɔɔ kirididi kɔɔ ahwɛeɛ kɔkyeree Makedoniafoɔ Gaio ne Aristarko a wɔne Paulo nam no.

30 Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔhyɛne nkurɔfokuo no mu, nanso asuafoɔ no amma no kwan.

31 Na Asia mpanimfoɔ bi nso a wɔyɛ ne nnamfo soma maa wɔkɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ ahwɛeɛ hɔ.

32 Na afei ebinom retea mu sɛɛ, na afoforɔ retea mu sɛɛ, ɛfiri sɛ na badwa no mu ayɛ sakasaka, na na ɔfa kɛseɛ no ara nnim adekodeɛ a enti wɔbɛhyiaeɛ.

33 Afei nnipa bi pempemm Aleksandro sɛ ɔnkasa, ɛfiri sɛ ɔno na Yudafoɔ no de no adi wɔn anim. Na Aleksandro nyamm nkurɔfokuo no pɛɛ sɛ anka oyi n’ano kyerɛ nkurɔfoɔ no.

34 Nanso wɔhunuu sɛ ɔyɛ Yudani no, wɔn nyinaa de nne korɔ teaa mu bɛyɛ nnɔnhwereɛ mmienu sɛ: Efesofoɔ Artemi yɛ ɔkɛseɛ!

35 Na ɔtwerɛfoɔ no pataa nkurɔfokuo no sɛ: Efesofoɔ, onipa bɛn mpo na ɔnnim sɛ Efesofoɔ kuro yɛ Artemi kɛseɛ asɔrefie ne ohoni a ɛfiri Seus bɛduruiɛ so hwɛfoɔ?

36 Na obiara nnye yei ho akyinnyeɛ nti, ɛsɛ sɛ moyɛ komm, na mommfa abufuo nnyɛ biribiara.

37 Nnipa a mode wɔn aba ha yi nguu asɔrefie ho fi, na wɔnkaa yɛn bosombaa ho abususɛm.

38 Enti sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnniiɛ ne amradofoɔ wɔ hɔ; momma wɔmmɛbɔ nkuro.

39 Na sɛ morehwehwɛ nsɛm foforɔ ho biribi a, wɔbɛdi no badwa a wɔhyia mu daa sɛdeɛ mmara no teɛ.

40 Na anhwɛ a, yɛbɛnya nnɛ sakasaka yi ho amane, ɛfiri sɛ wɔkɔtoto yɛn ano mansotwe ho a, yɛnni asɛm biara a yɛde bɛtumi akyerɛ gyegyeegye yi aseɛ.

41 Na ɔkaa saa no, ɔmaa edwa no tui.

Categories
Asomafoɔ

Asomafoɔ 20

Paulo wɔ Makedonia ne Hela

1 Na gyegyeegye no gyaeeɛ no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no baa ne nkyɛn, na ɔtuu wɔn fo kraa wɔn firii hɔ sɛ, ɔrekɔ Makedonia.

2 Na ɔtwaa mu hɔnom de nsɛm pii tuu wɔn fo, na ɔbaa Hela.

3 Na ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa; na ɔreyɛ atu akɔ Siria no, na Yudafoɔ retɛ no nti, ɔpatu sane bɛfaa Makedonia.

4 Na Beroiani Sopater, Piro ba, ne Tesalonikafoɔ Aristarko ne Sekundo ne Derbeni Gaio ne Timoteo ne Asiafoɔ Tihiko ne Trofimo ka ne ho.

5 Yeinom dii kan kɔtwɛnee yɛn wɔ Troa.

6 Na yɛn nso, Apiti nna twaa mu no, yɛfirii Filipi faa nsuo ani, na yɛde nnanum bɛduruu wɔn nkyɛn Troa; ɛhɔ na yɛdii nnanson.

Paulo ne Troas asɔremma di nkra

7 Na nnawɔtwe mu da a ɛdi kan no a yɛhyiaa sɛ yɛrebubu paanoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, ɛfiri sɛ adeɛ kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kɔsii ɔdasuo mu.

8 Na nkanea bebree wɔ abansoro faako a yɛahyia mu hɔ.

9 Na aberanteɛ bi a ne din de Eutiko te mpomma ano ada hatee, na ɛsiane sɛ Paulo kasa kyɛreeɛ nti, ɔtɔɔ nko firii aborɔsansa no so hwee ase, na wɔmaa no soɔ no, na wawu.

10 Na Paulo siane kɔbutuu ne so, na ɔyɛɛ no atuu kaa sɛ: Monnha mo ho, na nkwa da so ara wɔ ne mu.

11 Na ɔforo bae, na ɔbubuu paanoo, na ɔdiiɛ no, ɔtoaa so kasae ara kɔsii adekyeeɛ, na ɔfirii hɔ kɔeɛ.

12 Na wɔde abɔfra no baa wɔ anikan so, na ɛyɛɛ wɔn awerɛkyekyerɛ kɛseɛ.

Paulo firi Troas kɔ Mileto

13 Na yɛdii kan kɔɔ suhyɛn mu faa nsuo ani kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ; sɛdeɛ ɔhyehyɛeɛ ne no, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ ɔbɛfa fam akɔ hɔ.

14 Na ɔne yɛn hyiaa Aso no, yɛfaa no, na yɛbaa Mitilene.

15 Na yɛtu firii hɔ, na adeɛ kyeeɛ no, yɛbɛduruu Kio ntentensoɔ; na adeɛ kyee bio no, yɛbɛduruu Samo; na adeɛ kyeeɛ no, yɛduruu Mileto.

16 Na Paulo aka sɛ ɔbɛsiane Efeso ho, na wankɔkyɛre Asia; ɛfiri sɛ na ɔrepɛ ntɛm, na sɛ ɔbɛtumi a, wakɔduru Yerusalem Pentekoste da.

Paulo ne Efeso mpanimfoɔ di nkra

17 Na ɔfiri Mileto soma kɔɔ Efeso kɔhyiaa asafo no mu mpanimfoɔ.

18 Na wɔbaa ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monim sɛdeɛ ɛfiri da a ɛdi kan a mebaa Asia no, me ne mo tenaa berɛ no nyinaa mu,

19 na mede ahobrɛaseɛ adwene nyinaa ne nisuo pii, sɔhwɛ a ɛbaa me soɔ Yudafoɔ pɔ bɔne a wɔbɔɔ no me ho mu mesom Awurade.

20 Na mansi deɛ ɛyɛ mfasoɔ mu biara so, sɛ ebia merenka menkyerɛ mo, na mekyerɛkyerɛɛ mo edwam ne afie mu,

21 na medii Nyankopɔn fam adwensakyera ne Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ mekyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ.

22 Na afei, hwɛ, Honhom no hyɛ me nti, merekɔ Yerusalem, na mennim deɛ ɛbɛto me wɔ hɔ,

23 gye sɛ Honhom Kronkron di me adanseɛ nkuro nyinaa mu ka sɛ ɛkyerɛ ne amaneɛ retwɛn me.

24 Na memfa yei menyɛ biribi, nanso memmu me kra aboɔden memma me ho, na mede anigyeɛ mawie me nanteɛ ne ɔsom a menyaa no Awurade Yesu nkyɛn sɛ menni Nyankopɔn adom asɛmpa no ho adanseɛ.

25 Na afei, hwɛ, menim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahennie no ho asɛm no nyinaa renhunu m’anim bio.

26 Enti nnɛ medi mo adanseɛ sɛ, me ho afiri mo nyinaa mogya ho;

27 ɛfiri sɛ mansi biribiara so, sɛ ebia merenka Nyankopɔn tiri mu agyina nyinaa menkyerɛ mo.

28 Enti monhwɛ mo ho ne nnwankuo nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfoɔ, sɛ mobɛyɛne Nyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara mogya anya wɔn no yie.

29 Na menim sɛ, me korɔ akyiri no, mpataku bɔne bɛhyɛne mo mu a wɔrennyae nnwankuo no kwa.

30 Nso mo ara mo mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafoɔ no adi wɔn akyire.

31 Enti monwɛn, monkae sɛ mfeɛ mmiɛnsa ni, anadwo ne awia, mennyaee mo mu biara afotuo wɔ nisuo mu da.

32 Na afei deɛ, mede mo hyɛ Onyankopɔn nsa ne n’adom asɛm mu; ɔno na ɔbɛtumi de mo asi hɔ, na wama mo agyapadeɛ wɔn a wɔate wɔn ho nyinaa mu.

33 M’ani ammere obiara dwetɛ anaa sika anaa atadeɛ.

34 Mo ara monim sɛ, deɛ ɛhiaa me ne wɔn a wɔka me ho no, me nsa yi ano adwuma na mede menyaeɛ.

35 Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ:Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.

36 Na ɔkaa saa no, ɔkotoo ne nankoroma anim ne wɔn nyinaa bɔɔ mpaeɛ.

37 Na wɔn nyinaa suu pii, na wɔsosɔɔ Paulo kɔn fee n’ano.

38 Na deɛ ɛyɛɛ wɔn ya bebrebe ne asɛm a ɔkaa sɛ wɔrenhunu n’anim bio no. Na wɔkɔgyaa no kwan wɔ suhyɛn no mu.