Categories
Adiyisɛm

Adiyisɛm 11

Adansefoɔ baanu no

1 Na wɔmaa me demmire a ɛte sɛ abaa kaa sɛ: Sɔre na susu Nyankopɔn asɔredan ne afɔrebukyia ne wɔn a wɔsɔre wɔ mu no.

2 Na adihɔ a ɛwɔ asɔredan no ho no deɛ, gya to hɔ, na nsusu, ɛfiri sɛ wɔde ama amanaman mufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu.

3 Na mɛma m’adansefoɔ baanu afirafira ayitoma abɛka adiyisɛm nna apem ahanu aduosia.

4 Yeinom ne ngodua mmienu ne akaneadua mmienu a ɛgyinagyina asase wura anim no.

5 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, ogya firi wɔn anomu bɛmene wɔn atamfoɔ, na sɛ obi pɛ sɛ ɔha wɔn a, ɛtwa sɛ wɔku no saa ara.

6 Yeinom wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu, na osuo ntɔ wɔn adiyie nna no mu, na wɔwɔ nsuo so tumi sɛ wɔma no dane mogya ne sɛ wɔde haw biara ha asase da biara a wɔpɛ.

7 Na sɛ wɔwie wɔn adansedie a, aboa a ɔfiri ebunu no mu no bɛtu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wɔaku wɔn.

8 Na wɔn afunu bɛdeda kuro kɛseɛ no abɔntene so, kuro a honhom mu wɔfrɛ no Sodom ne Misraim, deɛ wɔbɔɔ wɔn Awurade nso asɛnnua mu no.

9 Na nkurɔfoɔ ne mmusuakuo ne kasa ahodoɔ ne aman mu binom bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma wɔmfa wɔn afunu no ntoto ɛda mu.

10 Na wɔn a wɔtete asase soɔ ani bɛgye wɔn ho, na wɔn bo atɔ wɔn yamu, na wɔamanemane wɔn ho adeɛ, ɛfiri sɛ adiyifoɔ baanu yi ateetee wɔn a wɔte asase soɔ.

11 Na nnansa ne fa akyiri no, nkwa honhom firii Nyankopɔn mu bɛhyɛnee wɔn mu, na wɔgyinagyinaa wɔn nan so, na ehu kɛseɛ kaa wɔn a wɔhunuu wɔn no.

12 Na wɔtee nne kɛseɛ bi firi soro a ɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momforo mmra ha! Na wɔforo faa mununkum no mu, na wɔn atamfoɔ no hunuu wɔn.

13 Na ɛdɔn no ara mu asase wosoo kɛse, na kuro no nkyekyɛmu du mu baako hwee ase, na asasewosoɔ no kumm nnipa mpemnson. Na wɔn a ɛkaeɛ no suroe, na wɔhyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn animuonyam.

14 Mmusuo a ɛtɔ so mmienu no atwa mu. Hwɛ, Mmusuo a ɛtɔ so mmiɛnsa reba ntɛm.

15 Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ:

Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade

ne ne Kristo no dea,

na ɔbɛdi hene daa daa.

16 Na mpanimfoɔ aduonu nnan a wɔtete wɔn nhennwa soɔ Nyankopɔn anim no de wɔn anim butubutuu fam, na wɔkotoo Onyankopɔn

17 kaa sɛ:

Yɛda wo, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ

a na wowɔ hɔ dada, na wowɔ hɔ no ase,

sɛ woafa wo tumi kɛseɛ,

na woadi hene.

18 Na amanaman no bo afu,

na w’abufuo ne awufoɔ berɛ no

aduru sɛ wobɛbu atɛn,

na woama wo nkoa, adiyifoɔ

ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔsuro wo din,

nketewa ne akɛseɛ no akatua,

na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.

19 Na wɔhinii Nyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wɔhunuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam, ne ɛnne, ne aprannaa, ne asasewosoɔ ne asukɔtweaaguo kɛseɛ bae.

Categories
Adiyisɛm

Adiyisɛm 12

Ɔbaa no ne Ɔtweaseɛ no

1 Na nsɛnkyerɛnneɛ kɛseɛ bi yii ne ho adi ɔsoro. Ɔbaa bi a ɔfira owia, na ɔsrane wɔ ne nan aseɛ, na nsoromma dummienu abotire bobɔ ne tire

2 na wafa afuro, na ɔretea mu reko awoɔ, na awoɔ aden no.

3 Na nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ yii ne ho adi wɔ ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du, na ahemmotire nson bobɔ ne ti.

4 Na ɔde ne dua twee ɔsoro nsoromma nkyekyɛmu mmiɛnsa mu baako, na ɔtoto guu asase so. Na ɔtweaseɛ no bɛgyinaa ɔbaa a ɔrebɛwoɔ no anim, na sɛ ɔwo a, wamene ne ba no.

5 Na ɔwoo ɔbabanin a ɔde dadeɛ poma bɛdi amanaman nyinaa so. Na wɔfaa ne ba no de no kɔɔ Nyankopɔn ne n’ahennwa no nkyɛn.

6 Na ɔbaa no dwane kɔɔ ɛserɛ so, deɛ Onyankopɔn asiesie baabi ama no sɛ wɔnhwɛ no hɔ nna apem ahanu aduosia.

Mikael di ɔtweaseɛ no so nkonim

7 Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfoɔ tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfoɔ koe.

8 Na wɔdii wɔn so, na wɔannya kwan ɔsoro bio.

9 Na wɔtuu ɔtweaseɛ kɛseɛ no, ɔwɔ dada no a wɔfrɛ no Ɔbonsam ne Satan, deɛ ɔdaadaa amanaman nyinaa no, firii hɔ too no twenee asase so, na wɔtoo n’abɔfoɔ kaa ne ho gui.

10 Na metee nne kɛseɛ ɔsoro sɛ:

Afei nkwagyeɛ ne tumi

ne ahennie ayɛ yɛn Nyankopɔn dea,

na tumi ayɛ ne Kristo no dea,

ɛfiri sɛ wɔato yɛn nuanom anototofoɔ no atwene;

ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo.

11 Na wɔnam Adwammaa no mogya

ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim,

na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo.

12 Yei nti, ɔsoro

ne mo a motete mu no,

momma mo bo ntɔ mo yam.

Asase ne ɛpo nnue,

ɛfiri sɛ ɔbonsam asiane aba mo nkyɛn,

na wafa abufuo kɛse,

ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne berɛ a ɔwɔ yɛ tia.

Ɔtweaseɛ no tu sa bio wɔ asase so

13 Na ɔtweaseɛ no hunuu sɛ wɔato no atwene asase soɔ no, ɔtaa ɔbaa a ɔwoo ɔbabanin no.

14 Na wɔmaa ɔbaa no ɔkɔdeɛ kɛseɛ no ntaban mmienu sɛ ɔmfa ntu nkɔ ɛserɛ so wɔ ne tenaberɛ, deɛ wɔbɛhwɛ no ɛberɛ ne mmerɛ ne berɛ fa afiri ɔwɔ no anim.

15 Na ɔwɔ no puu n’anomu nsuo te sɛ asubɔnten guu ɔbaa no akyi, sɛ anka ɛmfa no.

16 Nanso asase boaa ɔbaa no, na asase buee n’anomu menee asubɔnten a ɔtweaseɛ no pu firii n’anomu no.

17 Na ɔtweaseɛ no bo fuu ɔbaa no, na ɔkɔtuu n’asefoɔ nkaeɛ a wɔdi Nyankopɔn ahyɛdeɛ soɔ na wɔkura Yesu Kristo adanseɛ no so sa.

18 Na ɔkɔgyinaa mpoano anwea so.

Categories
Adiyisɛm

Adiyisɛm 13

Aboa a ɔdi kan no

1 Na mehunuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ɛne tire nson sɛ ɔfiri po mu sɔreeɛ, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne tiri ho.

2 Na aboa a mehunuu no no te sɛ ɔsebɔ, na ne nan te sɛ osisire nan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de n’ahoɔden ne n’ahennwa ne ne tumi kɛseɛ maa no.

3 Na mehunuu sɛ ne tire no mu baako te sɛdeɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne pira no, na aboa no ho yɛɛ wiasefoɔ nyinaa nwanwa maa wɔdii n’akyi.

4 Na wɔkotoo ɔtweaseɛ no sɛ ɔde tumi ama aboa no, na wɔkotoo aboa no kaa sɛ: Hwan na ɔte sɛ aboa no? Na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?

5 Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛseɛ ne abususɛm, na wɔmaa no kwan abosome aduanan mmienu.

6 Na ɔbuee n’ano kaa abususɛm tiaa Onyankopɔn, sɛ ɔbɛka ne din ne ne ntomadan ne wɔn a wɔtete soro ho abususɛm.

7 Na wɔmaa no kwan sɛ ɔntu ahotefoɔ so sa, na ɔnni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ ne aman nyinaa so tumi.

8 Na wɔn a wɔte asase soɔ nyinaa bɛkoto no, wɔn a wɔamfiri wiase asehyɛ antwerɛ wɔn din Adwammaa a wɔkumm no no nkwa nwoma mu no.

9 Sɛ obi wɔ aso a, ma no ntie.

10 Sɛ obi fa nnommum a,

wɔbɛfa no dommum.

Sɛ obi de nkrantɛ kum a,

ɛtwa sɛ wɔde nkrantɛ ku no.

Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ ne gyidie wɔ.

11 Na mehunuu aboa foforɔ bi a ɔfiri asase mu baeɛ, na ɔwɔ mmɛn mmienu sɛ adwammaa, na ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ.

12 Na ɔyɛ aboa a ɔdi kan no ahoɔdenneɛ nyinaa wɔ n’anim, na ɔma asase ne wɔn a wɔtete soɔ koto aboa a ɔdi kan a wɔasa ne wuopira no.

13 Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ, na ɔma ogya mpo firi soro ba asase so, nnipa anim.

14 Na nsɛnkyerɛnneɛ a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ no aboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase soɔ no, ka kyerɛɛ asase sotefoɔ no sɛ, wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrantɛ apira no na ɔte ase bio no.

15 Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmma aboa no honi no honhom, na aboa no honi no mpo akasa, na wama wɔakum dodoɔ a wɔnkoto aboa no honi no.

16 Na ɔma nketewa ne akɛseɛ, adefoɔ ne ahiafoɔ, adehyeɛ ne nkoa nyinaa pene ma wɔhyɛ wɔn agyiraeɛ, wɔn nsa nifa anaa wɔn moma so,

17 nanso obi ntumi ntɔ anaasɛ ɔntɔn, gye deɛ ɔwɔ agyiraeɛ no, anaa aboa no din, anaa ne din akonta ntwerɛeɛ nko.

18 Ɛha na wɔhwehwɛ nyansa. Deɛ ɔwɔ nteaseɛ mmu aboa no akonta no ntoano, na ɛyɛ onipa akonta ntoano, na n’akonta ntoano yɛ ahansia aduosia nsia.

Categories
Adiyisɛm

Adiyisɛm 14

Adwammaa no ne ne nkurɔfoɔ

1 Na mehunui, na hwɛ, Adwammaa no gyina Sion bepɔ so, na mpem ɔha aduanan nnan a wɔatwerɛtwerɛ ne din ne n’Agya din wɔ wɔn moma soɔ no ka ne ho.

2 Na metee nne bi firi soro te sɛ nsuo bebree nne, ne aprannaa kɛseɛ nne. Na ɛnne a meteeɛ no te sɛ sankubɔfoɔ a wɔrebɔ wɔn asankuo.

3 Na wɔtoo dwom foforɔ bi, ahennwa ne ateasefoɔ baanan ne mpanimfoɔ no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan nnan a wɔagye wɔn afiri asase soɔ no nko.

4 Yeinom ne wɔn a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu, wɔn na wɔdi Adwammaa no akyire baabiara a ɔkorɔ. Yeinom na wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu ayɛ wɔn aba a ɔdi kan ama Onyankopɔn ne Adwammaa no,

5 na wɔanhunu atorɔ bi wɔ wɔn anomu; na wɔnni dɛm.

Abɔfoɔ baasa no

6 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtu nam soro mfimfini a ɔkura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase soɔ, ne aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa,

7 na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Monsuro Onyankopɔn na monhyɛ no animuonyam, ɛfiri sɛ n’atemmuo dɔn adu. Na monkoto deɛ ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asutire no.

8 Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmienu dii akyire kaa sɛ: Babel kɛseɛ no ahwe ase, ahwe ase, ɛfiri sɛ wama amanaman nyinaa anom n’adwamammɔ abufuo nsa no bi.

9 Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa dii wɔn akyiri de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Sɛ obi koto aboa no ne ne honi no, na ɔgye agyiraeɛ de si ne moma anaa ne nsa so a,

10 ɔno ara na ɔbɛnom Nyankopɔn abufuo nsa a wɔahwie no gyenegyene agu n’abufuo kuruwa mu no bie, na wɔayɛ no ayayadeɛ, ogya ne sɔfe mu, abɔfoɔ kronkron ne Adwammaa no anim.

11 Na wɔn ayayadeɛ wisie bɛforo soro daa daa, na wɔn a wɔbɛkoto aboa no ne ne honi, ne obiara a ɔbɛgye ne din agyiraeɛ no, rennya ɔhome awia ne anadwo.

12 Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ wɔ, wɔn a wɔkura Nyankopɔn ahyɛdeɛ ne Yesu gyidie mu no.

Asase so Twaberɛ

13 Na metee ɛnne bi firii soro a ɛkaa sɛ: Twerɛ sɛ: Nhyira ne awufoɔ a wɔwu Awurade mu firi seesei rekorɔ yi. Honhom no se: Aane, wɔbɛhome afiri wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.

14 Na mehunui, na hwɛ, omununkum fitaa, na obi a ɔte sɛ onipa ba te mununkum no so, na ɔbɔ sika abotire na ɔkura kantankrankyi nnamnnam bi.

15 Na ɔbɔfoɔ foforɔ firi asɔredan no mu de nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ deɛ ɔte mununkum no soɔ no sɛ: To wo kantankrankyi twitwa, ɛfiri sɛ twaberɛ adu, na asase so nnoɔma ahoa.

16 Na deɛ ɔte mununkum no soɔ no de ne kantankrankyi too asase so, na ɔtwitwaa asase so nnoɔma nyinaa.

17 Na ɔbɔfoɔ foforɔ firi soro asɔredan no mu, na ɔno nso kura kantankrankyi nnamnnam.

18 Na ɔbɔfoɔ foforɔ a ɔwɔ ogya so tumi firii afɔrebukyia mu de nne kɛseɛ teaa mu kyerɛɛ deɛ ɔkura kantankrankyi nnamnnam no sɛ: To wo kantankrankyi nnamnnam no twitwa asase so bobe asiasia, ɛfiri sɛ n’aba no abere.

19 Na ɔbɔfoɔ no de ne kantankrankyi no too asase so, na ɔtwitwaa asase so bobe aba, na ɔde kɔguu Nyankopɔn abufuo nsa-kyi-amena kɛseɛ no mu.

20 Na wɔtiatiaa nsa-kyi-amena no so kuro no akyi, na mogya firii nsa-kyi-amena no mu kɔduruu apɔnkɔ nnareka ho, tenee nkwansimma apem ahansia.

Categories
Adiyisɛm

Adiyisɛm 15

Abɔfoɔ a wɔkurakura ɔhaw mmusuo a ɛtwa toɔ no

1 Na mehunuu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa ɔsoro: Abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson a ɛtwa toɔ a ɛno na ɛtwa Onyankopɔn abufuo no to.

2 Na mehunuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po a egya fra mu. Na wɔn a wɔdii aboa no, ne ne honi, ne ne din akontahyɛdeɛ ho nkonim no gyinagyina ahwehwɛ po no ano kurakura Nyankopɔn nsankuo.

3 Na wɔto Nyankopɔn akoa Mose dwom ne Adwammaa no dwom sɛ:

Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ,

wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.

Amanaman hene, w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.

4 Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ

na ɔrenhyɛ wo din animuonyam?

Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron,

na amanaman nyinaa bɛba

abɛkoto w’anim,

ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.

5 Na yeinom akyiri no mehwɛe, na wɔahini adanseɛ ntomadan asɔredan no ɔsoro.

6 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson no firi asɔredan no mu firii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛhran, na wɔde sika abɔsoɔ abobɔ wɔn mu.

7 Na ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sika nkuruwa nson a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo no ahyɛ mu mama.

8 Na wisie a ɛfiri Nyankopɔn animuonyam ne ne tumi no mu hyɛɛ asɔredan no ma, na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ wɔwiee abɔfoɔ baason no ɔhaw mmusuo nson no ansa.

Categories
Adiyisɛm

Adiyisɛm 16

Nyankopɔn abufuo nkuruwa nson no

1 Na metee nne kɛseɛ bi a ɛfiri asɔredan no mu reka kyerɛ abɔfoɔ baason no sɛ: Monkɔ nkɔhwie Nyankopɔn abufuo nkuruwa nson no ngu asase so.

2 Na deɛ ɔdi kan no kɔe, na ɔkɔhwiee ne kuruwa no guu asase so. Na nkudaa bɔne a ɛtutuo baa nnipa a wɔwɔ aboa no agyirahyɛdeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no so.

3 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdanee sɛ owufoɔ mogya, na ɛpo no mu mmoa nyinaa wuwuiɛ.

4 Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no guu nsubɔntene ne asutire mu, na ɛdanee mogya.

5 Na metee sɛ nsuo so bɔfoɔ no se:

Wo a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dada, na woyɛ kronkron, wotene,

ɛfiri sɛ woabu atɛn saa,

6 na wɔahwie ahotefoɔ ne adiyifoɔ mogya agu,

na woama wɔn mogya anom,

wɔfata saa.

7 Na metee sɛ ɛnne bi firi afɔrebukyia no mu a ɛse:

Aane, Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ,

w’atemmuo yɛ nokorɛ ne tenenee.

8 Na deɛ ɔtɔ so nnan no hwiee ne kuruwa no guu owia so. Na wɔmaa no ogya ahoɔden sɛ ɔmfa nhyehye nnipa.

9 Na wɔde ahuhuro kɛseɛ hyehyee nnipa, na wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw mmusuo yi so ahoɔden no din ho abususɛm, na wɔansakyera wɔn adwene anhyɛ no animuonyam.

10 Na deɛ ɔtɔ so nnum no hwiee ne kuruwa no guu aboa no ahennwa so. Na n’ahennie danee sum, na yea no nti wɔkekaa wɔn tɛkyerɛma,

11 na wɔn yea ne wɔn nkudaa nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔ wɔn nnwuma mu.

12 Na deɛ ɔtɔ so nsia no hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛseɛ Eufrate mu, na emu nsuo wee, na wɔasiesie kwan ama ahemfo a wɔfiri owia apueeɛ nohoa.

13 Na mehunuu ahonhom fi mmiɛnsa a wɔte sɛ mponkyerɛne, sɛ wɔfiri ɔtweaseɛ no anomu ne aboa no anomu ne adiyifoɔ atorofoɔ no anomu.

14 Na wɔyɛ ahonhommɔne ahonhom a wɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔfiri kɔ wiase nyinaa ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛseɛ no mu ko no.

15 (Hwɛ, mereba sɛ owifoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ soɔ, na wannante adagya mu, na wɔanhunu ne kwaterekwa.)

16 Na ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Armagedon.

17 Na deɛ ɔtɔ so nson no hwiee ne kuruwa no guu ahunum. Na ɛnne kɛseɛ bi firi asɔredan no mu, firi ahennwa no mu, sɛ: Wɔawie.

18 Na anyinam ne ɛnne ne aprannaa bae, na asasewosoɔ kɛseɛ a ɛfiri berɛ a nnipa baa asase soɔ no wɔnhunuu so asasewosoɔ kɛseɛ saa pɛn baeɛ.

19 Na kuro kɛseɛ no mu paee afaafa mmiɛnsa, na amanaman nkuro hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛseɛ no, Nyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuo a emu yɛ den no nsa kuruwa.

20 Na nsupɔ nyinaa dwanedwanee, na wɔanhunu mmepɔ biara bio.

21 Na asukɔtweaa akɛseɛ a ɛte sɛ dwetikɛseboɔ firi soro guguu nnipa so, na asukɔtweaa no haw nti nnipa kaa Nyankopɔn ho abususɛm ɛfiri sɛ na ɔhaw no so kɛse.

Categories
Adiyisɛm

Adiyisɛm 17

Odwamamfoɔ kɛseɛ no ne aboa no

1 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura nkuruwa nson no mu baako bae ne me bɛkasaa sɛ: Bra na menkyerɛ wo odwamamfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii no soɔ no atemmuo.

2 Ɔno na wiase ahemfo ne no abɔ adwaman, na n’adwamammɔ nsa no abobo wɔn a wɔtete asase soɔ no.

3 Na ɔde me faa honhom mu kɔɔ ɛserɛ so. Na mehunuu ɔbaa bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma, na ɔwɔ tiri nson ne mmɛn du so.

4 Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne nkrawoɔ, na ɔde sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho, na ɔkura sika kuruwa a akyiwadeɛ ne n’adwamammɔ fi ayɛ no ma.

5 Na wɔatwerɛ din bi ne moma so sɛ: Ahuntasɛm. Babel kɛseɛ no, asase so nnwamamfoɔ ne akyiwadeɛ na.

6 Na mehunuu sɛ ahotefoɔ mogya ne Yesu adansefoɔ mogya aboro ɔbaa no, na mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa kɛse.

7 Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: Adɛn nti na ayɛ wo nwanwa? Mɛka wo ɔbaa no ne aboa a ɔso no a ɔwɔ tire nson ne mmɛn du no ho ahuntasɛm no.

8 Aboa a wohunuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, na ɔbɛfiri bunu no mu aba, na wabɛsene akɔ ɔsɛeɛ mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase soɔ a wɔamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ wɔn din nkwa nwoma mu no nwanwa sɛ, wɔbɛhunu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.

9 Ɛha na adwene a nyansa wɔ mu no wɔ. Tire nson no yɛ mmepɔ nson a ɔbaa no te soɔ, na ɛyɛ ahemfo baason.

10 Baanum agu, ɔbaako wɔ hɔ, ɔfoforɔ no nnya mmae, na ɔba a, ɛtwa sɛ ɔtena hɔ kakraa bi.

11 Na aboa a da bi na ɔwɔ hɔ na afei deɛ ɔnni hɔ no, ɔno ara nso ne deɛ ɔtɔ so nwɔtwe, na ɔfiri nson no mu, na ɔkɔ ɔsɛeɛ mu.

12 Na mmɛn du a wohunuiɛ no ne ahemfo du a wɔnnyaa ahennie, nanso wɔne aboa no bɛnya tumi sɛ ahemfo dɔnhwere baako.

13 Yeinom wɔ adwene korɔ, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no.

14 Yeinom ne Adwammaa no bɛko, na Adwammaa no bɛdi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene, — ɔno ne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi nokorɛ no.

15 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuo a wohunuiɛ a odwamamfoɔ no te soɔ no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa ahodoɔ.

16 Na mmɛn du a wohunuiɛ no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtane odwamamfoɔ no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagya, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahye no.

17 Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔmma ne tiri mu asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwene korɔ, na wɔmfa wɔn ahennie mma aboa no nkɔsi sɛ Nyankopɔn nsɛm no bɛwie duro.

18 Na ɔbaa a wohunuu no no ne kuro kɛseɛ a ɛdi asase so ahemfo so hene no.

Categories
Adiyisɛm

Adiyisɛm 18

Babel ahweaseɛ

1 Na yeinom akyiri no, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri soro resiane ba, na ɔwɔ tumi kɛseɛ, na n’animuonyam nti asase hrann.

2 Na ɔde nne a emu yɛ den teaa mu sɛ:

Wahwe ase, Babel kɛseɛ no ahwe ase,

na adane ahonhommɔne tenaberɛ

ne ahonhom fi nyinaa atɛeɛ

ne nnomaa a wɔyɛ fi

na wɔkyiri wɔn nyinaa atɛeɛ!

3 Ɛfiri sɛ amanaman nyinaa anom

n’adwamammɔ abufuo nsa no bi,

na asase so ahemfo ne no abɔ adwaman,

na asase so adwadifoɔ nam ne taamudie ahoɔden so anya wɔn ho.

4 Na metee nne foforɔ firii soro sɛ:

Me man, momfiri ne mu,

na moanyɛ ne nneyɛɛ bɔne no bi,

na moannya ne haw no bi.

5 Ɛfiri sɛ ne nneyɛɛ bɔne atoatoa abɛduru soro,

na Onyankopɔn akae n’amumuyɛ.

6 Montua no ka, sɛdeɛ ɔtuaa mo ka,

na momfa mmɔ ho mmienu mma no, sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.

Kuruwa a ɔfraeɛ no, momfra mmu mmɔ ho mmienu mma no.

7 Dodoɔ a ɔhyɛɛ ne ho animuonyam na ɔdii taamu no,

momma n’ayayadeɛ ne n’awerɛhoɔ nnɔɔso saa.

Ɛfiri sɛ ɔkaa no n’akoma mu sɛ:

Mete hɔ sɛ ɔhemmaa, na menyɛ okunafoɔ, na merenni awerɛhoɔ da.

8 Yei nti na ne haw bɛba da koro pɛ,

owuo ne awerɛhoɔ ne ɛkɔm,

na wɔde ogya bɛhye no,

ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfoɔ.

9 Na asase so ahemfo a wɔne no abɔ adwaman na wɔadi taamu no, sɛ wɔhunu ne hyeɛ wisie a, wɔbɛsu no, na wɔabobɔ ne ho abubuo.

10 N’aninyanneɛ no suro nti wɔbɛgyinagyina akyiri aka sɛ:

Due, due, kuro kɛseɛ

Babel, kuro a ɛyɛ den,

ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako mu na w’atemmuo aba.

11 Na asase so adwadifoɔ bɛsu no na wɔagyam no, ɛfiri sɛ obi ntɔ wɔn adwadeɛ bio:

12 Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔden aboɔ, nhwene pa, nwera pa, ntoma afasebire, serekye ne nkrawoɔ adwadeɛ, nnua a ɛyɛ hwam nyinaa, ne asommɛn adwinneɛ nyinaa, adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din, yaawa, dadeɛ, abohemmaa ayɛ nyinaa,

13 pɛprɛ, mmorɔngo, nnu hwamhwam, kurobo, hwamfufuo, nsa, ngo, esiam muhumuhu, ayuo, nyɛmmoa, nnwan, apɔnkɔ, nteaseɛnam, nnipadua ne nnipa akra.

14 Na aduaba a wo kra kɔn dɔ no

afiri wo nkyɛn,

na nnepa ne animuonyanneɛ nyinaa

afiri wo ho ayera, na worenhunu bio koraa.

15 Nnoɔma yi ho adwadifoɔ a kuro no nti wɔanya adeɛ no, bɛgyinagyina akyiri n’aninyanneɛ no suro nti, na wɔasu na wɔagyam sɛ:

16 Due, due, kuro kɛseɛ

a ɔfira nwera pa

ne ntoma afasebire ne nkrawoɔ,

na ɔde sika

ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa ahyehyɛ ne ho.

17 Ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi.

Na hyɛn akwankyerɛfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔnam hyɛn mu kɔ baabi nyinaa, ne hyɛn mufoɔ ne dodoɔ a wɔyɛ ɛpo so adwuma gyinagyina akyiri,

18 na wɔhunuu ne hyeɛ wisie no, wɔteaa mu sɛ:

Kuro bɛn na ɛte sɛ kuro kɛseɛ yi?

19 Na wɔde dɔteɛ guu wɔn atifi, na wɔde osu ne gyam teaa mu sɛ:

Due, due, kuro kɛseɛ yi

a n’aboɔdenneɛ nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ ɛpo soɔ nyinaa

anyinya wɔn ho wɔ mu,

ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.

20 Ɔsoro ne mo ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ,

momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.

21 Na ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi maa ɔboɔ bi a ɛte sɛ owiyammoɔ kɛseɛ so to twenee ɛpo mu kaa sɛ:

Sɛdeɛ wɔbɛto kuro kɛseɛ Babel

atwene hwii ne no,

na wɔrenhunu bio koraa.

22 Na wɔrente asankubɔfoɔ ne nnwontofoɔ ne mmɛnhyɛnfoɔ ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ

nne wo mu bio,

na wɔrenhunu adwinnie bi mu dwumfoɔ biara,

wo mu bio,

na wɔrente oyuyammoɔ

biara nka wo mu bio,

23 na kanea hann renhyerɛn wo mu bio,

na wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔ

nne wo mu bio,

ɛfiri sɛ w’adwadifoɔ yɛɛ asase so nnipa akɛseɛ,

na wɔde w’adutoɔ adaadaa amanaman nyinaa.

24 Na ɛno mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ

ne wɔn a wɔaku wɔn asase soɔ no nyinaa mogya.

Categories
Adiyisɛm

Adiyisɛm 19

Ɔsorofoɔ di ahurisie

1 Yeinom akyiri no, metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfoɔ pii nne kɛseɛ ɔsoro sɛ:

Haleluia!

Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea;

2 ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene,

sɛ ɔbuu odwamamfoɔ kɛseɛ

a ɔde n’adwamammɔ asɛe asase no atɛn,

na ɔtɔɔ ne nkoa mogya so werɛ wɔ ne nsamu.

3 Na wɔkaa bio sɛ:

Haleluia!

Na ne wisie foro soro daa daa.

4 Na mpanimfoɔ aduonu nnan ne ateasefoɔ baanan no koto sɔree Onyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ no sɛ:

Amen, Haleluia!

5 Na ɛnne bi firii ahennwa no mu teaa mu sɛ:

Monyi yɛn Nyankopɔn ayɛ,

mo a moyɛ ne nkoa

ne mo a mosuro no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa.

6 Na metee nne bi a ɛte sɛ nkurɔfokuo kɛseɛ nne, ne nsuo bebree nne, ne aprannaa a emu yɛ den nne sɛ:

Haleluia,

ɛfiri sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn,

ade nyinaa so tumfoɔ no, adi hene.

7 Momma yɛn ani nnye, na yɛnni ahurisie,

na yɛnhyɛ no animuonyam,

ɛfiri sɛ Adwammaa no ayeforɔhyia adu,

na ne yere asiesie ne ho.

8 Na wɔde nwera pa a

ɛhoa fitaa, a ɛho teɛ maa no sɛ ɔmfira.

Na nwera pa no ne ahotefoɔ tenenee.

9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Twerɛ: Nhyira ne wɔn a wɔahyia wɔn adwammaa no ayeforɔ aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nyankopɔn nsɛm a ɛyɛ nokorɛ nie.

10 Na mehwee ne nan ase mekotoo no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wɔkura Yesu adanseɛ no mu bi. Koto Onyankopɔn! Na Yesu adanseɛ ne adiyie honhom no.

Ɔgyefoɔ no ho anisoadehunu kɛseɛ

11 Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ, na ɔbu atɛn, na ɔtu sa wɔ tenenee mu.

12 Na n’ani te sɛ ogyaframa, na ahemmotire pii bobɔ ne ti; na wɔatwerɛ ne din bi a obiara nnim gye ɔno nko.

13 Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde abɔ mogya mu, na ne din de: Nyankopɔn Asɛm.

14 Na ɛdɔm a wɔwɔ soro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho teɛ.

15 Na afena nnamnnam bi firi n’anomu a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛne wɔn. Na ɔno na ɔtiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, abufuo a ɛyɛ den no nsa-kyi-amena no soɔ.

16 Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ n’atadeɛ ne n’asene mu sɛ: Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.

Wɔdi aboa no ne n’asraafoɔ no so nkonim

17 Na mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔgyina owia mu. Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu ka kyerɛɛ nnomaa a wɔtu wɔ wiem nyinaa sɛ: Mommra mmɛhyia Nyankopɔn adidie kɛseɛ no ase

18 mmɛdi ahemfo nam, asafohene nam, atumfoɔ nam, apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ nam, adehyeɛ ne nkoa, nketewa ne akɛseɛ nyinaa nam.

19 Na mehunuu aboa no ne asase so ahemfo ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ano, na wɔne deɛ ɔte pɔnkɔ fitaa no soɔ no ne ne dɔm rebɛdi ako.

20 Na wɔkyeree aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnneɛ, de daadaa wɔn a wɔgyee aboa no agyiraeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no kaa ne ho. Wɔtoo wɔn baanu yi animono guu ogya tadeɛ a sɔfe dɛre mu no mu.

21 Na wɔde deɛ ɔte pɔnkɔ no soɔ afena a ɛfiri n’anomu no kunkumm wɔn a aka no, na nnomaa nyinaa dii wɔn nam mee.

Categories
Adiyisɛm

Adiyisɛm 20

Mfeɛ apem no

1 Na mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔfiri soro resiane a ɔkura ebunu no ano safoa ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛseɛ bi.

2 Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dada a ɔno ne Ɔbonsam ne Satan no, kyekyeree no mfirinhyia apem,

3 na ɔtoo no twenee ebunu no mu, na ɔtoo mu, na ɔsɔɔ ano na wankɔdaadaa amanaman bio kɔsi sɛ mfirinhyia apem no bɛwie duro ansa; nanso ɛno akyiri no, ɛtwa sɛ wɔgyaa no kakra.

4 Na mehunuu nhennwa bi, na wɔn a wɔtete soɔ no, wɔde atemmuo maa wɔn. Na mehunuu wɔn a Yesu adanseɛ ne Nyankopɔn asɛm nti wɔtwitwaa wɔn tire no akra, ne wɔn a wɔankoto aboa no anaa ne honi na wɔannye agyiraeɛ no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa soɔ no. Na wɔnyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirinhyia apem.

5 (Na awufoɔ nkaeɛ no deɛ, wɔannya nkwa bio kɔsii sɛ mfirinhyia apem no twaa mu ansa.) Yei ne owusɔreɛ a ɛdi kan no.

6 Nhyira ne kronkron ne deɛ ɔnya kyɛfa ɔsɔreɛ a ɛdi kan no mu. Saa nkurɔfoɔ no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Nyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ, na wɔne no bɛdi ahene mfirinhyia apem.

Satan ahofadie ne ne sɛeɛ

7 Na sɛ mfirinhyia apem no wie duru a, wɔbɛsane Satan afiri n’afiase,

8 na ɔbɛfiri adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan so, Gog ne Magog, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anwea.

9 Na wɔforo kɔgyinaa asase tɛtrɛtɛ no so, na wɔtwaa ahotefoɔ no ne kuro a wɔdɔ no no ho nsraban hyiae. Na egya firi soro guu fam bɛhyee wɔn.

10 Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtoo no twenee ogya ne sɔfe tadeɛ no mu, deɛ aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.

Wɔbu awufoɔ atɛn

11 Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.

12 Na mehunuu awufoɔ, nketewa ne akɛseɛ, sɛ wɔgyinagyina ahennwa no anim; na wɔbuebuee nwoma mu. Na wɔbuee nwoma foforɔ bi a ɛyɛ nkwa nwoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma no mu no so bubuu awufoɔ atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.

13 Na ɛpo yii n’awufoɔ a ɛwɔ mu no mae, na Owuo ne Asamando yii awufoɔ a ɛwɔ mu no nso mae, na wɔbuu wɔn mu biara atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.

14 Na wɔtoo Owuo ne Asamando twenee ogya tadeɛ no mu. Yei ne owuprenu no.

15 Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔatwerɛ ne din wɔ nkwa nwoma no mu no, wɔtoo no twenee ogya tadeɛ no mu.