Categories
5 Mose

5 Mose 30

Awurade Nkyɛn Ba Ho Kɔkɔbɔ

1 Sɛ nhyira ne nnome a mede ato mo anim no nyinaa ba mo so wɔ baabiara a Awurade mo Onyankopɔn bɛhwete mo akɔ wɔ aman no mu,

2 na mo ne mo mma sane ba Awurade, mo Onyankopɔn, nkyɛn, na mode mo akoma ne mo kra nyinaa yɛ ɔsetie ma no sɛdeɛ merekyerɛ mo ɛnnɛ yi a,

3 ɛnneɛ, Awurade, mo Onyankopɔn de mo akradeɛ bɛma mo, na wahunu mo mmɔbɔ, na waboaboa mo ano bio afiri amanaman a ɔbɔɔ mo hwete kɔɔ so no nyinaa, asane de mo aba bio.

4 Sɛ mpo, wɔapam mo kɔ akyirikyiri asase bi a ɛwɔ ɔsoro ase a, ɛfiri hɔ no, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛboaboa mo ano asane de mo aba bio.

5 Awurade Onyankopɔn de mo bɛba asase a ɛyɛ mo agyanom dea so, na moafa sɛ agyapadeɛ. Ɔbɛma mo adi yie na mo adɔɔso asene mo agyanom.

6 Awurade, mo Onyankopɔn, bɛtene mo ne mo asefoɔ akoma so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mode mo akoma ne mo kra nyinaa bɛdɔ no na moatena.

7 Awurade, mo Onyankopɔn, de saa nnome yi nyinaa bɛgu mo atamfoɔ ne wɔn a wɔtaa mo no so.

8 Afei, mobɛsane atie, adi Awurade mmara a mede rema mo ɛnnɛ no so.

9 Awurade, mo Onyankopɔn, bɛma biribiara a moyɛ no asi mo yie. Ɔbɛma mo mma pii. Mo nyɛmmoa bɛdɔɔso. Na mo mfuo mu nnɔbaeɛ nso bɛbu so, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ani bɛgye sɛ ɔbɛma mo adi yie sɛdeɛ na ɔyɛ mo agyanom no.

10 Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, nne, na modi nʼahyɛdeɛ ne ne mmara a wɔatwerɛ wɔ saa mmara nwoma no mu no so, na mode mo akoma ne mo kra dɔ no a, nʼani bɛgye mo yiedie ho.

Owuo Ne Nkwa

11 Nokorɛm, saa mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi sodie nyɛ den, na ɛnyɛ adeɛ a morentumi nyɛ nso.

12 Ɛnni soro a enti mobɛka sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ soro ama yɛn na wakɔgye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?”

13 Saa ara nso na ɛnni ɛpo agya a enti mobɛka sɛ, “Hwan na ɔbɛtwa akɔ ɛpo fa nohoa ama yɛn na wakɔgye abrɛ yɛn, na yɛate adi so?”

14 Dabi, asɛm no abɛn wo. Ɛda wʼano, na ɛwɔ wʼakoma mu. Ɛno enti, monni so.

15 Montie, ɛnnɛ, mede nkwa ne nkɔsoɔ, owuo ne ɔsɛeɛ asi mo anim.

16 Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi, nam so dɔ Awurade, mo Onyankopɔn, nante nʼakwan mu, di ne mmara so a, mobɛnya nkwa na mo ase adɔre, na Awurade, mo Onyankopɔn bɛhyira mo wɔ asase a morekɔ akɔtena so no so.

17 Nanso sɛ mo akoma dane, sɛ moanyɛ ɔsetie, na sɛ wɔtwe mo kɔkoto anyame foforɔ, na mosom wɔn a,

18 mepae mu ka kyerɛ mo ɛnnɛ sɛ, nokorɛm wɔbɛsɛe mo; morentena asase a moretwa Yordan akɔ so akɔfa sɛ agyapadeɛ no so nkyɛ.

19 Nnɛ mede nkwa ne owuo, nhyira ne nnome, asi mo anim sɛ monyi deɛ mopɛ. Mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ adansefoɔ. Momfa nkwa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo ne mo asefoɔ bɛnya nkwa!

20 Monnɔ Awurade, mo Onyankopɔn. Monyɛ ɔsetie mma no, na momfa mo ho mma no, ɛfiri sɛ, ɔno ne mo nkwa. Ɛno na mobɛtena ase akyɛre wɔ asase a Awurade kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo tete agyanom Abraham, Isak ne Yakob no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/30-1bbfd8ec5a03ec31d80debd3eb72a8fd.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 31

Yosua Di Mose Adeɛ

1 Ɛberɛ a Mose kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfoɔ wieeɛ no,

2 ɔkaa bio sɛ, “Seesei madi mfeɛ ɔha ne aduonu enti, merentumi nni mo anim bio. Awurade aka akyerɛ me sɛ merentwa Asubɔnten Yordan.

3 Nanso Awurade, mo Onyankopɔn, ankasa bɛdi mo anim atwa. Ɔbɛsɛe aman a wɔte hɔ na mobɛfa wɔn asase no. Yosua ne onipa foforɔ a ɔbɛdi mo anim sɛdeɛ Awurade hyɛɛ mo bɔ no.

4 Awurade bɛsɛe amanaman a wɔte asase no so no sɛdeɛ ɔsɛee Sihon ne Og a na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo no.

5 Awurade de nnipa a wɔte hɔ no bɛhyɛ mo nsa na mo ne wɔn bɛdi no sɛdeɛ mɛhyɛ mo no.

6 Monyɛ den na mo bo nyɛ duru! Monnsuro wɔn! Awurade, mo Onyankopɔn, bɛdi mo anim. Ɔrenni mo hwammɔ na ɔrennya mo nso.”

7 Afei, Mose frɛɛ Yosua ka kyerɛɛ no Israelfoɔ no nyinaa anim sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, na wo na wode ɔman yi bɛkɔ asase a Awurade kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so; na wo na wobɛkyɛ ama wɔn.

8 Awurade na ɔredi wʼanim. Ɔbɛka wo ho; ɔrenni wo hwammɔ na ɔrennya wo, enti nsuro na mma wʼakoma ntu!”

Mmara No Akenkan

9 Afei, Mose twerɛɛ mmara yi too hɔ; ɔde maa asɔfoɔ a wɔyɛ Lewi mmammarima a wɔsoaa Awurade apam adaka no ne Israel mpanimfoɔ nyinaa.

10 Mose hyɛɛ wɔn sɛ, “Mfeɛ nson biara awieeɛ, Asese Afahyɛ mu no, wɔmfa obiara ka a ɔde no nkyɛ no.

11 Israelfoɔ nyinaa nhyia wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim wɔ baabi a ɔbɛkyerɛ no, na moakan saa mmara yi wɔ wɔn anim ama wɔate.

12 Frɛ nnipa no nyinaa, mmarima, mmaa, mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔte mo nkuro so nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛte na wɔbɛsua sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsuro Awurade, mo Onyankopɔn, na wɔbɛdi mmara no so pɛpɛɛpɛ,

13 na ama wɔn mma a wɔnnim mmara no ate na wɔasua sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wɔsuro Awurade, mo Onyankopɔn, mmerɛ dodoɔ a mote asase a moretwam afa Yordan akɔfa sɛ agyapadeɛ so no.”

Wɔka Israel Asoɔden Ho Asɛm

14 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wo owuo berɛ aso. Frɛ Yosua na fa no kɔ ntomadan no mu na mede nʼadwuma bɛhyɛ ne nsa wɔ hɔ.” Enti Mose ne Yosua kɔdaa wɔn ho adi wɔ ntomadan no mu.

15 Na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ fadum omununkum mu wɔ ntomadan kronkron no aboboano.

16 Awurade ka kyerɛɛ Mose “Ɛrenkyɛre, wobɛwu na woakɔka wʼagyanom ho. Wo wuo akyi no, saa nnipa yi bɛfiti aseɛ asom anyame ahɔhoɔ, anyame a wɔwɔ asase a wɔrekɔ so no. Wɔbɛpa me na wɔabu apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no so.

17 Ɛba saa a, mʼabufuo bɛdɛre atia wɔn. Mɛpa wɔn, na mede mʼanim asie wɔn na wɔbɛsɛe wɔn. Ɔhaw a emu yɛ den bɛba wɔn so ama wɔaka sɛ, ‘Saa ɔhaw yi twa sɛ ɛba, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn nni yɛn nkyɛn bio.’

18 Saa ɛberɛ no mede mʼanim bɛsie wɔn ɛsiane wɔn bɔne ahodoɔ a wɔayɛ afa anyame foforɔ a wɔsom no ho enti.

19 “Afei, montwerɛ saa dwom yi mu nsɛm mfa na monkyerɛ Israelfoɔ no, na wɔnto sɛdeɛ ɛbɛyɛ adansedeɛ ama me, na mede atia wɔn.

20 Mede wɔn bɛba asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so sɛdeɛ mekaa ntam hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Na wɔdidi mee yɛ akɛseɛ a, afei, wɔbɛdane wɔn ani akɔsom anyame afoforɔ apo me, na wɔnam so abu mʼapam no so.

21 Afei, ɔhaw ne akwansideɛ bebree ba wɔn so a, ɛdwom yi bɛtia wɔn, ɛfiri sɛ, wɔn asefoɔ werɛ remfiri da. Menim deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa koraa na mede wɔn bɛba asase a maka ho ntam ahyɛ bɔ no so.”

22 Enti, Mose twerɛɛ dwom no guu hɔ saa ɛda no, na ɔkyerɛɛ Israelfoɔ no.

23 Afei, Awurade hyɛɛ Nun babarima Yosua sɛ, “Yɛ den na yɛ nnam, ɛfiri sɛ, wo na wode Israelfoɔ bɛba asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ no so, na mʼankasa mɛka mo ho.”

24 Ɛberɛ a Mose twerɛɛ mmaransɛm no nyinaa guu nwoma mu wieeɛ no,

25 ɔde saa ɔhyɛ nsɛm yi maa Lewifoɔ a wɔsoaa Awurade apam adaka no:

26 “Momfa saa Mmara Nwoma yi nkɔto Awurade, mo Onyankopɔn, apam adaka no nkyɛn. Ɛhɔ na ɛbɛda sɛ adansedeɛ a ɛtia Israelfoɔ.

27 Ɛfiri sɛ, menim sɛdeɛ moyɛ atuatefoɔ ne asoɔden. Mpo, me ne mo da so wɔ hɔ yi, moate Awurade so atua. Na me wuo akyi no, atua bɛn na morente!

28 Momfrɛ mo mpanimfoɔ nyinaa ne mo mmusuakuo ntuanofoɔ nyinaa sɛdeɛ mɛtumi akasa akyerɛ wɔn na mafrɛ ɔsoro ne asase de adi adanseɛ atia wɔn.

29 Menim sɛ me wuo akyi, mobɛsɛe koraa na moapae afiri ɛkwan a makyerɛ mo sɛ momfa so no so. Mmerɛ a ɛreba no mu, amanehunu bɛba mo so, ɛfiri sɛ, monam bɔne a mobɛyɛ wɔ Awurade anim no so bɛhyɛ no abufuhyeɛ.”

Mose Dwom

30 Enti, Mose kaa dwom no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ a wɔahyia wɔ hɔ no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/31-3dbc62c0c1b258217183ace278a16920.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 32

1 Monyɛ aso, Ao ɔsoro na mɛkasa!

Tie, Ao asase, nsɛm a ɛfiri mʼanom.

2 Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ agu mo so sɛ nsuo;

me kasa bɛgu sɛ obosuo.

Me nsɛm bɛtɔ sɛ osuo a ɛgu ɛserɛ foforɔ so,

te sɛ nsuo a ɛpete afifideɛ foforɔ so.

3 Mɛbɔ Awurade din;

Animuonyam wɔ yɛn Onyankopɔn.

4 Ɔyɛ Ɔbotan; nʼadwuma yɛ pɛ;

Biribiara a ɔyɛ nam ne kwan so, na ɛyɛ.

Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔnyɛ mfomsoɔ;

Ɔteneneeni ne nokwafoɔ ne no.

5 Nanso wɔayɛ amumuyɛsɛm atia no;

sɛ wɔyɛ saa a, na wɔyɛ ne mma anaa?

Wɔyɛ adaadaafoɔ ne nkyirimma kɔntɔnkye.

6 Saa na ɛsɛ sɛ mo ne Awurade di no?

Mo nkwaseafoɔ ne adwenemherɛfoɔ.

Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya, mo yɛfoɔ?

Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo nnyinasoɔ?

7 Monkae tete nna;

monnwene awoɔ ntoatoasoɔ a atwam ho.

Mommisa mo agya na ɔbɛkyerɛ mo.

Mommisa mo mpanimfoɔ na wɔbɛka akyerɛ mo.

8 Ɛberɛ a Ɔsorosoroni kyekyɛɛ nsase maa amanaman,

na ɔkyekyɛɛ adasamma mu no,

ɔtotoo ahyeɛ maa nnipa no

sɛdeɛ Israelfoɔ no ano sie.

9 Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ yɛ Awurade dea;

Yakob yɛ nʼagyapadeɛ sononko.

10 Ɔhunuu wɔn wɔ ɛserɛ asase so

Asase kesee a hwee nni so so.

Ɔtwaa wɔn ho hyiaeɛ, hwɛɛ wɔn so;

Wɛn wɔn sɛ nʼagyapadeɛ a ɛsom bo.

11 Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne mma,

na ɔbɔ mpɛmpɛn fa wɔn ho,

saa ara na ɔtrɛɛ ne ntaban mu bumaa wɔn,

sɔɔ wɔn mu den de wɔn tu kɔɔ soro.

12 Awurade nko na ɔkyerɛ wɔn ɛkwan.

Wɔtenaa ase a wɔnni ananafoɔ anyame biara.

13 Ɔma wɔnante faa nkokoɔ so;

Ɔma wɔdi mfuo so nnɔbaeɛ;

ɔde abotan mu woɔ,

ne ngo a ɛfiri abohemaa mu siesie wɔn.

14 Ɔde anantwie nufosuo mu sradeɛ ne nnwan nufosuo,

nnwan ne mmirekyie mu sradeɛ ma wɔdiiɛ.

Ɔde Basan nnwennini ne nnwan a wɔadɔre,

ne atokoɔ papa maa wɔn.

Monom bobesa papa a ɛfiri bobe mu.

15 Nanso, ankyɛre Yeshurun dɔree sradeɛ yɛɛ ahomasoɔ;

nnipa no mu yɛɛ duru, yɛɛ abrane, yɛɛ pemee!

Afei, wɔpaa Onyankopɔn a ɔbɔɔ wɔn;

wɔammu wɔn Botan a ɔyɛ wɔn nkwagyeɛ no.

16 Wɔkanyane ne ninkunutwe, ɛfiri sɛ wɔsomm anyame foforɔ;

wɔyɛɛ akyiwadeɛ pii de hyɛɛ no abufuo.

17 Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa ahonhom fi, anyame huhuo,

anyame a na wɔnnim wɔn dada,

anyame a wɔbaa nnansa yi ara,

anyame a na wɔn agyanom nsuro wɔn.

18 Mopaa Ɔbotan a ɔyɛɛ mo agya no.

Mo werɛ firii Onyankopɔn a ɔwoo mo no.

19 Awurade hunuu yei na wɔn ho yɛɛ no nwunu.

Ɔno ankasa mmammarima ne ne mmammaa hyɛɛ no abufuo.

20 Ɔkaa sɛ, “Mɛgya wɔn hɔ;

Mɛma wɔn awieeɛ aba!

Ɛfiri sɛ, wɔyɛ awoɔ ntoatoasoɔ kɔntɔnkye;

mma a wɔnni nokorɛ.

21 Wɔde anyame foforɔ som akanyane me ninkuntwe;

wɔde anyame huhuo ahyɛ me abufuo.

Afei, mɛhyira aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ama wɔn ani abere;

mɛhyira aman amanmufoɔ a wɔnni nteaseɛ ahyɛ wɔn abufuo.

22 Mʼabufuo dɛre sɛ ogya,

na ɛhye kɔsi damena mu.

Ɛsɛe asase ne so nnɔbaeɛ nyinaa

na ɛpaapae mmepɔ fapem.

23 “Mɛhɔre amanehunu wɔ wɔn so

na mato me bɛmma awowɔ wɔn.

24 Mede ɛkɔm kɛseɛ,

huraeɛnini ne owuyadeɛ bɛba wɔn so.

Wɔde wiram mmoa se

ne awɔ a wɔn ano wɔ borɔ a wɔwea fam bɛha wɔn.

25 Mmɔntene so no wɔbɛwuwu akofena ano,

na afie mu, ehu bɛtɔ wɔn so.

Mmeranteɛ ne mmabaawa

mmɔfra ne mpanin nyinaa.

26 Meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛbɔ wɔn ahwete

ama wɔn nkaeɛ ayera.

27 Nanso, mesuroo ɔtamfoɔ fɛdie,

sɛ ebia atiafoɔ rente aseɛ na wɔaka sɛ,

‘Yɛn tumi adi nkonim!

Ɛnyɛ Awurade na ɔyɛeɛ!’ ”

28 Israel yɛ ɔman a wɔnni adwene.

Nnipa no yɛ nkwaseafoɔ, na wɔnni nteaseɛ.

29 Ao, sɛ wɔnim nyansa a, anka wɔbɛte yei ase!

Ao, anka wɔbɛhunu wɔn hyɛberɛ!

30 Ɛbɛyɛ dɛn na onipa baako ataa nnipa apem,

na baanu bɛma ɔpedu adwane,

gye sɛ wɔn Botan atɔn wɔn.

Gye sɛ Awurade ayi wɔn ama.

31 Na wɔn botan nte sɛ yɛn Botan,

sɛdeɛ wɔhunu no.

32 Wɔn bobe nyini firi Sodom bobe mu

firi Gomora bobe nturom.

Wɔn bobe aba yɛ awuduro

na wɔn siaka nso yɛ nwono.

33 Wɔn bobesa yɛ awɔ ano borɔ;

aprammire ano borɔ kɔdiawuo.

34 “Merekora saa nneɛma yi nyinaa,

asɔ ano de asie mʼadekoradan mu.

35 Mɛtɔ awere; wɔn a ɛfata wɔn no, ɛbɛtua wɔn so ka.

Ɛrenkyɛre wɔn nan bɛwatiri.

Wɔn amanehunu da no bɛduru,

na wɔn hyɛberɛ bɛto wɔn.”

36 Awurade bɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn

na wasesa nʼadwene wɔ ne nkoa ho,

Ɛberɛ a wahunu sɛ wɔn ahoɔden asa,

na ɛnkaa obiara, akoa anaa ɔdehyeɛ.

37 Ɔbɛbisa sɛ, “Afei wɔn anyame no wɔ he,

ɔbotan a wɔde yɛɛ wɔn dwanekɔbea no,

38 anyame a wɔdii wɔn afɔrebɔdeɛ mu sradeɛ no

na wɔnom wɔn afɔrebɔdeɛ mu nsã no?

Ma saa anyame no nsɔre mmɛboa mo!

Ma wɔnyɛ mo dwanekɔbea!

39 “Afei, monhunu sɛ, me ara me ne no!

Onyame biara nni hɔ sɛ me!

Me na mekum na mema nkwa:

Me na mepira, na mesa;

obi ntumi nnye wo mfiri me nsam.

40 Afei, mepagya me nsa kyerɛ soro

Ka sɛ: Sɛ mete ase yi,

41 Sɛ mese mʼakofena a ɛpa yerɛ yerɛ ano

na mefiri atemmuo ase a,

mɛtɔ mʼatamfoɔ so awere

na matua wɔn a wɔtan me so ka.

42 Mɛma me bɛmma anom mogya abo,

na mʼakofena asɛe honam,

atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya,

ne atamfoɔ ntuanofoɔ tiri.”

43 Ao ɔsorosoro, mo ne no nni ahurisie,

ɛfiri sɛ, ɔbɛtɔ nʼasomfoɔ mogya so were.

Ɔbɛtɔ nʼatamfoɔ so awere

na wadwira nʼasase ne ne nkurɔfoɔ ho.

44 Mose ne Nun babarima Hosea baeɛ bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ nnipa no.

45 Mose wiee saa dwom no mu nsɛm no ka no,

46 ɔka kaa ho sɛ, “Momfa nsɛm a maka akyerɛ mo no nyinaa nsie mo akoma mu. Monka nkyerɛ mo mma nso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛdi emu asɛm biara so sɛ mmara.

47 Saa nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nsɛm bi kwa, ɛyɛ mo nkwa! Sɛ modi so a, mo nkwa nna bɛware wɔ asase a moretwa Asubɔnten Yordan akɔtena so no so.”

Mose Owuo

48 Ɛda no ara, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

49 “Kɔ Moab, kɔ mmepɔ a ɛwɔ asuo no apueeɛ no so, na foro Nebo bepɔ a ɛne Yeriko di nhwɛanim no. To wʼani hwɛ Kanaan asase no, asase a mede rema Israelfoɔ sɛ wɔn agyapadeɛ no.

50 Ɛhɔ na wobɛwu wɔ bepɔ no so, na woakɔka wʼagyanom ho, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu wɔ Hor bepɔ so kɔkaa nʼagyanom ho no.

51 Ɛfiri sɛ, mo baanu dii me hwammɔ wɔ Israelfoɔ mu wɔ Meriba ne Kades asuo ho wɔ Sin ɛserɛ so. Moanni me kronkronyɛ ho adanseɛ ankyerɛ Israelfoɔ no wɔ hɔ.

52 Ɛno enti, mobɛhunu asase no afiri akyiri, nanso mo nan rensi asase a mede rema Israelfoɔ no so.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/32-015dc385de57ba0e3da33f6354005b37.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 33

Mose Hyira Mmusuakuo No

1 Yei ne nhyira a Onyankopɔn onipa Mose de hyiraa Israelfoɔ no ansa na ɔrewu:

2 Ɔkaa sɛ,

“Awurade firi Sinai ba bɛpuee

yɛn so firii Seir;

ɔhran firii Paran bepɔ so.

Ɔde akronkronfoɔ pii ba firii

anafoɔ fam ne mmepɔ nsianeɛ so.

3 Nokorɛ mu, wo wodɔ wo nnipa no,

akronkronfoɔ nyinaa wɔ wo nsam.

Wɔkoto wo nan ase,

na wɔnya nkyerɛkyerɛ firi wo hɔ;

4 mmara a Mose de maa yɛn no:

Yakob nkurɔfoɔ agyapadeɛ.

5 Awurade yɛɛ ɔhene wɔ Yeshurun

ɛberɛ a nnipa no ntuanofoɔ hyiaa

Israel mmusuakuo no.

6 “Ma Ruben nya nkwa. Mma nʼase ntɔre.

Na ne mmarima nso, mma wɔn so nhwan.”

7 Asɛm a Mose ka faa Yuda abusuakuo ho nie:

“Tie Ao Awurade, tie Yuda sufrɛ

fa no brɛ ne nkurɔfoɔ.

Ɔde nʼankasa ahoɔden bɔ ne ho ban.

Yɛ ne ɔboafoɔ na tia nʼatamfoɔ!”

8 Asɛm a Mose ka faa Lewi abusuakuo ho nie:

“Ao Awurade, wode ade kronkron

ama wʼasomfoɔ nokwafoɔ Lewifoɔ.

Wosɔɔ wɔn hwɛɛ wɔ Masa

wone wɔn koeɛ wɔ Meriba asuo ho.

9 Lewifoɔ tiee wʼasɛm

bɔɔ wʼapam no ho ban.

Wɔdii wo nokorɛ

sene sɛdeɛ wɔdii wɔn awofoɔ,

wɔn abusuafoɔ ne wɔn mma nokorɛ.

10 Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no.

Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfoɔ.

Wɔde aduhwam bɛba wʼanim

Abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so.

11 Hyira Lewifoɔ, Ao Awurade

na ma wɔn nnwuma nyinaa nsɔ wʼani.

Bubu wɔn atamfoɔ nnwonku;

bɔ wɔn atamfoɔ hwe fam a wɔnsɔre bio.”

12 Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuo ho nie:

“Awurade dɔ Benyamin nkurɔfoɔ

na wɔnya banbɔ wɔ ne mu.

Ɔtwa wɔn ho hyia ɛberɛ biara

na ɔbɔ wɔn ho ban firi ɔhaw biara mu.”

13 Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuo ho nie:

“Awurade nhyira wɔn nsase;

ɔmfa ne bosuo pa a ɛfiri sorosoro

ne nsuo a ɛfiri asase ase pɛɛ no,

14 ne nnepa a ɛnyini wɔ owia mu

ne adonneɛ a ɛba ɔbosome biara mu;

15 ne nnɔbaeɛ pa a ɛfiri tete mmepɔ mu

ne deɛ abu so wɔ nkokoɔ a ɛtim hɔ daa mu

16 ne akyɛdeɛ amapa dodoɔ a ɛfiri asase mu,

ne adom a ɛfiri deɛ ɔpuee wɔ ogya a ɛrederɛ no mu.

Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef so

nhyɛ no ahenkyɛ wɔ ne nuanom mu.

17 Yosef wɔ ahoɔden ne tumi sɛ nantwie ba.

Nʼahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn.

Ɔde bɛwowɔ akyirikyiri aman,

apamo wɔn akɔ asase ano.

Yei ne me nhyira a

mede rema Efraim bebrebe

ne Manase mpempem no.”

18 Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuo ho nie:

“Sebulon asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo akwantuo biara mu.

Isakar asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo fie ntomadan mu.

19 Wɔfrɛ nnipa no kɔ bepɔ no so

kɔbɔ afɔdeɛ a ɛdi mu wɔ hɔ.

Wɔnya mfasoɔ firi ɛpo mu nnepa

ne ademudeɛ a ahinta wɔ anwea mu.”

20 Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuo ho nie:

“Nhyira nka obi a ɔtrɛ Gad mantam mu!

Gad ayɛ krado sɛ gyata

a ɔrebɛtu abasa anaa wate etire.

21 Gad nkurɔfoɔ gyee asase pa no maa wɔn ho;

ɔkannifoɔ kyɛfa na wɔde maa wɔn.

Ɛberɛ a nkurɔfoɔ no mpanimfoɔ hyiaeɛ no,

wɔde Awurade atɛntenenee yɛɛ adwuma,

na wɔdii mmara a wɔde maa Israelfoɔ no so.”

22 Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuo ho nie:

“Dan yɛ gyata ba a

ɔrehurihuri firi Basan.”

23 Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuo ho nie:

“Ao Naftali, wowɔ adom bebree

na Awurade nhyira ayɛ wo ma;

atɔeɛ fam ne anafoɔ fam bɛyɛ wo kyɛfa.”

24 Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuo ho nie:

“Aser nnya animuonyam wɔ ne nuanom anim;

ne nuanom mfa anidie mma no;

wɔmfa ngo nsra ne nan ho.

25 Wʼapono ho nkyerewa nyɛ dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ;

Awurade mmɔ wo ho ban wo nkwa nna nyinaa.

26 “Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Onyankopɔn;

Ɔnam ɔsorosoro bɛboa wo,

ɔde ne tumi nante omununkum mu.

27 Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo dwanekɔbea;

nʼabasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo.

Ɔbɛpam wʼatamfoɔ afiri wʼanim;

Ɔno na ɔteaam sɛ, ‘Sɛe wɔn!’

28 Enti, Israel bɛtena ase asomdwoeɛ mu;

Yakob a wanya nkɔsoɔ bɛnya banbɔ

wɔ asase a aduane ne nsã wɔ so,

na ɔsoro tɔ bosuo gu so.

29 Nhyira nka mo, Ao Israel!

Hwan na ɔte sɛ mo,

nnipa a Awurade agye mo nkwa.

Ɔyɛ mo akokyɛm ne mo ɔboafoɔ

ne mo nkonimdie akofena!

Mo atamfoɔ bɛkoto mo anim,

na moatiatia wɔn so.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/33-ec18be122c1761d1cf73af2d581959b5.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 34

Mose Owuo

1 Na Mose firi Moab asase tata so foro kɔɔ Nebo Bepɔ so, sane foroo Pisga kokoɔ no wɔ Yeriko ntentenesoɔ. Na Awurade kyerɛɛ no asase no nyinaa, ɛfiri Gilead kɔsi Dan;

2 Naftali nsase nyinaa; Efraim ne Manase nsase; Yuda nsase nyinaa kɔsi Ntam Po no ho;

3 Negeb; ne nsase a ɛfiri Yeriko bɔnhwa no de kɔsi Soar.

4 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yei ne asase a mekaa ntam hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ mede bɛma wɔn asefoɔ no. Afei, mama wo de wʼani ahunu, nanso wo nan rensi so.”

5 Enti Mose, Awurade ɔsomfoɔ wuu wɔ Moab asase so sɛdeɛ Awurade kaeɛ no.

6 Wɔsiee no wɔ bɔnhwa bi a ɛbɛn Bet-Peor nanso ɛbɛsi ɛnnɛ, obiara nnim beaeɛ ko pɔtee.

7 Mose dii mfirinhyia ɔha ne aduonu, na ɔwuiɛ nanso na nʼani hunu adeɛ yie na ne ho nso yɛ den.

8 Israelfoɔ suu no nnafua aduasa de wiee nʼayie wɔ Moab tata so.

9 Afei, Nun babarima Yosua nyaa nyansa honhom ɛfiri sɛ, Mose de ne nsa guu ne so. Enti, Israelfoɔ yɛɛ ɔsetie maa no na wɔyɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no ara pɛ.

10 Mose akyi no, odiyifoɔ biara mmaeɛ a Awurade nim no animu ne animu.

11 Awurade somaa Mose ma ɔkɔyɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu wɔ Misraim asase so de tiaa Farao, nʼasomfoɔ ne asase no nyinaa.

12 Na ɛnam Mose so na Awurade daa ne tumi kɛseɛ ne ahodwirie nneyɛɛ adi kyerɛɛ Israel nyinaa.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/34-3bb0fae2c07ca85707b0c8e8b7137d66.mp3?version_id=2094—