Categories
5 Mose

5 Mose 20

Akodie Ho Nkyerɛkyerɛ

1 Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfoɔ na mohunu apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne akodɔm a wɔdɔɔso sen mo a, monnsuro wɔn. Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔyii mo firii Misraim no bɛka mo ho.

2 Sɛ morebɛkɔ ɔko a, ɔsɔfoɔ no bɛba abɛkasa akyerɛ akodɔm no.

3 Ɔbɛka sɛ, “Montie me, mo Israel mmarima! Ɛnnɛ, morekɔ ɔsa yi, mommma mo akoma ntu! Mommma mo abasa mu mmu, na momma mo ho mpopo.

4 Na Awurade, mo Onyankopɔn, na ɔne mo rekɔ. Ɔbɛko atia mo atamfoɔ no ama mo, na moadi nkonim.”

5 Akodɔm mpanimfoɔ no bɛbisa akodɔm no sɛ, “Mo mu bi asi ɛdan foforɔ a ɔntenaa mu da? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu na ama obi akɔtena mu!

6 Obi wɔ ha a wadɔ bobefuo na ɔnnii mu aba da? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu, na ama obi akɔdi mu aba.

7 Obi wɔ ha a wagye ɔbaa bi awadeɛ? Sɛ obi wɔ ha saa a, ɔnsane nkɔ! Ebia na wɔakum no wɔ ɔko no mu, na ama obi akɔware ne siyere no.”

8 Afei, mpanimfoɔ bɛkɔ so abisa sɛ, “Mo mu bi suro anaa nʼakoma atu? Ɛnneɛ, ɔnkɔ fie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne nuammarima nso akoma ntu.”

9 Sɛ mpanimfoɔ no wie akodɔm no kasakyerɛ a, afei wɔbɛpa asahene asisi wɔn ano.

10 Sɛ mobɛn kuro biara a morekɔto ahyɛ wɔn so no ano a, deɛ ɛdi ɛkan no, monkyerɛ nnipa no asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ a mowɔ ma wɔn.

11 Sɛ wɔpene mo nhyehyɛeɛ no so na wɔbue wɔn apono ma mo a, nnipa a wɔwɔ mu no nyinaa, mobɛhyɛ wɔn ama wɔasom mo.

12 Na sɛ wɔampene asomdwoeɛ nhyehyɛeɛ no so na sɛ wɔse wɔne mo bɛko a, ɛnneɛ, monto nhyɛ kuro no so.

13 Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, dane kuro no hyɛ mo nsa a, monkum kuro no mu mmarima nyinaa.

14 Nanso, ɛyɛ a momfa kuro no mu mmaa, mmɔfra, nyɛmmoa ne asadeɛ a aka nyinaa sɛ agyapadeɛ. Momfa asadeɛ no nyinaa a Awurade de ama mo no.

15 Saa nhyɛ yi fa nkuro a ɛwɔ akyiri nko ara ho, na ɛnyɛ nkuro a ɛwɔ bɔhyɛ asase no so.

16 Na amanaman nkuro a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no deɛ, monsɛe biribiara a nkwa wɔ mu wɔ hɔ no.

17 Monsɛe Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ pasaa sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛɛ mo no.

18 Sɛ ɛba saa a, ɛremma nnipa a wɔte asase no so no nkyerɛ mo akyiwadeɛ ho amanneɛ a wɔnam so somm wɔn anyame a anka ɛbɛma mo ayɛ bɔne a emu yɛ duru atia Awurade, mo Onyankopɔn, no.

19 Sɛ moretua kuropɔn bi na ɔko no rekɔ so a, monnsɛe nnua. Monni nnuaba no na monntwitwa nnua no ngu. Nnua no nyɛ atamfoɔ a ɛsɛ sɛ moto hyɛ so!

20 Nanso, motumi twa nnua a monim sɛ ɛnyɛ aduane. Momfa nyɛ deɛ ɛho hia mo mfa ntua kuro no kɔsi sɛ ɛbɛdi nkoguo.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/20-ebdcaaab73dd221894205b2a44f32cf5.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 21

Awudie A Wɔnnim Owudifoɔ No Ho Mpata

1 Sɛ wɔhunu sɛ wɔakum obi da afuom wɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so, na sɛ monnim owudifoɔ no a,

2 mo ntuanofoɔ ne atemmufoɔ bɛkɔ akɔsusu ɛkwan a ɛda deɛ owufoɔ no da hɔ ne kuro a ɛbɛn no ntam.

3 Afei, mpanimfoɔ a wɔwɔ kuro a ɛbɛn owufoɔ no pɛɛ no mfa nantwie ba a ɔnyɛɛ adwuma da na ɔntwee funtumfidie da,

4 na wɔnni nʼanim mfa no nkɔ subɔnhwa a wɔmfuntum anaa wɔnnuaa hwee wɔ hɔ da na nsuo resene wɔ mu mu. Subɔnhwa no mu na ɛsɛ sɛ wɔbu nantwie ba no kɔn mu.

5 Lewifoɔ asɔfoɔ bɛba hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ayi wɔn sɛ wɔnka asɛm na wɔnhyira wɔ Awurade din mu. Na wɔn na wɔsi asɛnnie ne asotwe so dua.

6 Kuro a ɛbɛn efunu no mu mpanimfoɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn nsa gu nantwie ba a wɔbuu ne kɔn mu no so.

7 Na afei wɔbɛka sɛ, “Ɛnyɛ yɛn nsa na yɛhwiee mogya yi guiɛ na yɛanhunu nso.

8 Ao, Awurade, fa kyɛ wo ɔman Israel a wogyee wɔn no. Mfa mogya a ɛdi bem yi ho so nto wo nnipa Israel so.” Wɔwie yei a, na ɛkyerɛ sɛ, wɔayi ɛso a ɛda wɔn so no afiri wɔn so.

9 Sɛ wɔdi saa nkyerɛkyerɛ yi so na wɔyɛ deɛ ɛtene wɔ Awurade ani so a, na moayi awudie no ho afɔbuo afiri mo atenaeɛ hɔ.

Mmaa Nnommumfoɔ Awadeɛ

10 Sɛ mokɔ ɔko tia mo atamfoɔ na Awurade mo Onyankopɔn dane wɔn hyɛ mo nsa na mofa wɔn nnomum,

11 na sɛ wɔn mu no, mohunu ɔbaa ɔhoɔfɛfoɔ bi a mopɛ sɛ mofa no sɛ ɔyere a, motumi ware no.

12 Momfa no mmra mo fie na monyi ne ti, ntwitwa ne mmɔwerɛ,

13 na monyi ntadeɛ a na ɛhyɛ no wɔ ɛberɛ a mokyeree no no ngu hɔ. Na watena mo fie asu nʼagya ne ne maame bosome akyi no, motumi kɔ ne ho ma ɔyɛ ɔyere.

14 Sɛ mo ani nnye ne ho a, momma no nkɔ baabiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔ. Monntɔn no na monnyɛ no sɛ afenaa, ɛfiri sɛ, moagu nʼanim ase.

Abakan Ho Asɛm

15 Sɛ ɔbarima wɔ yerenom baanu na ɔdɔ ɔbaako kyɛn deɛ ɔka ho no, na wɔn baanu no nyinaa, wɔn mu biara ne no wɔ ɔbabarima nanso nʼabakan no yɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no babarima,

16 na sɛ ɔhyɛ nsamanseɛ de ma ne mmammarima a, ɛnsɛ sɛ ɔde kyɛfa kɛseɛ no ma ɔbabarima kumaa a ɔyɛ ne yere a ɔdɔ no no babarima.

17 Ɔbɛfa ne babarima a ɔyɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no sɛ nʼabakan no, na wanam so ama no nʼagyapadeɛ no mmɔho mmienu. Saa ɔbabarima no yɛ nʼagya no ahoɔden nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan. Ɛno enti, abakan kyɛfa yɛ ne dea.

Ɔbabarima A Ɔte Atua

18 Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔbabarima a ɔyɛ asoɔden ne otuatefoɔ a ɔntie nʼagya ne ne maame asɛm a nso wɔtene ne so a,

19 deɛ ɛsɛ sɛ ɛba ara ne sɛ, agya no ne maame no de wɔn babarima no bɛkɔ mpanimfoɔ a wɔhwɛ kuro no so no anim.

20 Ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka sɛ, “Yɛn babarima yi yɛ asoɔden ne otuatefoɔ a ɔntie yɛn asɛm. Ɔyɛ onipa teta kɔwensani.”

21 Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ kuro no mu nyinaa si no aboɔ kum no. Ne saa no, monam so bɛpamo saa bɔne a aba mo mu no, na Israel nyinaa bɛte, na abɔ wɔn hu.

Mmara Ahodoɔ

22 Sɛ obi yɛ amumuyɛsɛm bi a ɛfata owuo na enti wɔkum no na wɔde no sɛn dua so a,

23 ɛnsɛ sɛ ɔsɛne dua no so ma adeɛ kye so. Ɛsɛ sɛ ɛda no ara, wɔsie amu no, ɛfiri sɛ, obiara a wɔsɛn no dua so saa no yɛ Onyankopɔn nnome. Monngu asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no ho fi.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/21-d059f00fd3b92322d4ff1655e40749e5.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 22

1 Sɛ wohunu sɛ obi nantwie anaa sɛ ne dwan nam basabasa a, ɛnyɛ sɛdeɛ wonhunuu no. Kyere no kɔma ne wura.

2 Sɛ ne wura nte mmɛn wo, anaasɛ wonnim no a, fa no kɔ wo fie kɔsi sɛ ne wura no bɛba abɛhwehwɛ no na fa nʼaboa ma no.

3 Sɛ wohunu wo nua bi afunumu anaa ne ntoma anaa ne biribi a ayera wɔ ɛkwan no so a, yɛ no saa ara. Mmu wʼani ngu so.

4 Sɛ wohunu sɛ wo nua bi afunumu anaa ne nantwie da ɛkwan mu a, nhwɛ nkyɛn. Kɔboa wo yɔnko no na ɔmma aboa no nsɔre.

5 Ɛnsɛ sɛ ɔbaa hyɛ mmarima atadeɛ, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbarima hyɛ mmaa atadeɛ, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔyɛ yei yɛ Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ.

6 Sɛ wokɔto sɛ anomaa pirebuo da ɛkwankyɛn, sɛ ɛhyɛ dua mu anaa ɛda fam na sɛ anomaa no maame te ne ba no ho anaa ɔbutu nkosua so a, mfa anomaa no maame ne ne ba no nkɔ.

7 Wotumi fa ne ba no, nanso hwɛ no yie sɛ wobɛma ne maame no akɔ sɛdeɛ ɛbɛsi wo yie, na wo nkwa nna aware.

8 Sɛ wosi ɛdan foforɔ a, si ban fa wo ɛdan no atifi ho nyinaa, na obi amfiri hɔ ante anhwe na woamfa mogyahwie ho asodie anto wo ne wo ɛdan no so.

9 Wo bobefuo no, nnua nnɔbaeɛ foforɔ biara wɔ bobe no ntam. Sɛ woyɛ saa a, wonni ho kwan sɛ wote bobe aba wɔ bobefuo no mu anaasɛ nnɔbaeɛ foforɔ no so aba biara.

10 Mfa nantwie ne afunumu mmɔ mu mfuntum afuo.

11 Mfira ntoma a wɔde kuntu ne serekye afra anwono.

12 Sɛ wopam atadeɛ a, yɛ mpɛsɛe wɔ nʼahinanan ɛnan no biara ano.

Nneyɛɛ A Ɛmfata Wɔ Awadeɛ Mu

13 Sɛ ɔbarima ware ɔbaa na ɔne no da na akyire no, ɔmpɛ no bio,

14 na enti ɔka ne ho asɛmmɔne, bɔ no edin bɔne sɛ, “Mewaree no no, manhunu sɛ ɔyɛ ɔbaabunu,”

15 a, ɔbaa no agya ne ne maame wɔ ho ɛkwan sɛ wɔde adansedie a ɛkyerɛ sɛ wɔn babaa no yɛ ɔbaabunu bɛkyerɛ kuro no mpanimfoɔ wɔ kuro no ɛpono ano.

16 Ɛsɛ sɛ ɔbaa no agya ka kyerɛ wɔn sɛ, “Mede me babaa maa ɔbarima yi awadeɛ nanso ɔse ɔmpɛ no bio.

17 Wabɔ no kwaadu agu nʼanim ase aka sɛ, ɔwaree no no wahunu sɛ ɔnyɛ ɔbaabunu. Nanso adansedeɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbaabunu no nie.” Afei, wɔbɛtrɛ ntoma no mu wɔ atemmufoɔ no anim.

18 Atemmufoɔ no bɛtwe ɔbarima no aso.

19 Wɔbɛbɔ no ka dwetɛ kilogram baako sɛ wahyɛ da agu Israel ɔbaabunu no anim ase sɛ ɔnyɛ ɔbaabunu. Wɔbɛtua sika no ama ɔbaa no agya. Afei, ɔbabaa no bɛyɛ ɔbarima no yere a ɔrennyaa no bio.

20 Sɛ ɛkɔba sɛ kwaadu a wɔde bɔɔ no no yɛ, na wɔannya adansedeɛ a ɛfa ne baabunuyɛ no ho ankyerɛ a,

21 wɔde ɔbaa no bɛba nʼagya fie abɔntenpono ano na kurom hɔ mmarima asi no aboɔ wɔ hɔ akum no. Ɔnam adwamammɔ so ayɛ animguaseɛ bɔne wɔ Israel ɛberɛ a ɔne nʼawofoɔ te. Ɛsɛ sɛ wɔpepa saa bɔne no firi mo mu.

22 Sɛ wɔhunu sɛ ɔbarima bi ne ɔbarima foforɔ bi yere da a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima a ɔne ɔbaa no daeɛ no ne ɔbaa no nyinaa. Ɛsɛ sɛ motu saa bɔne no ase wɔ Israel.

23 Sɛ ɔbarima bi hyia ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔne obi ahyehyɛ awadeɛ na ɔbarima no ne ababaawa no da, na sɛ saa asɛm no sii kuro no mu a,

24 ɛsɛ sɛ mode wɔn baanu no kɔ kuro no apono ano kɔsi wɔn aboɔ kum wɔn. Ababaawa no di fɔ, ɛfiri sɛ, wɔanteateam ampɛ mmoa. Ɛsɛ sɛ ɔbarima no nso wu, ɛfiri sɛ, wafa obi yere. Saa ɛkwan yi so na monam bɛtu bɔne afiri asase no so.

25 Sɛ ɔbarima bi hyia ɔbaa a obi ahyehyɛ no awadeɛ wɔ baabi a ɛnyɛ wɔn ɔman mu, na ɔbarima no hyɛ no ne no da a, ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima no.

26 Monnyɛ ababaawa no biribiara, ɛfiri sɛ, ɔnyɛɛ akunneɛ biara. Saa asɛm yi te sɛ obi a wato ahyɛ ne yɔnko so akum no.

27 Esiane sɛ ɔbarima no hyɛɛ no ne no daeɛ wɔ wiram enti, wɔfa no sɛ, ɔteateaam nanso wannya ɔgyefoɔ biara annye no.

28 Sɛ wɔkyere ɔbarima bi a ɔne ababaawa bi a obi ne no nhyehyɛeɛ awadeɛ ada a,

29 ɛsɛ sɛ ɔtua dwetɛ kilogram mmienu ne fa ma ababaawa no agya. Na ɛno akyi, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ababaawa no, ɛfiri sɛ, wagu nʼanim ase na ɔrentumi nnyae no awadeɛ da.

30 Ɔbarima biara nni ho ɔkwan sɛ ɔne nʼagya yere da, ɛnsɛ sɛ ɔgu nʼagya mpa ho fi.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/22-f9482b622fb18ac2d4f17b37a723fed3.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 23

Nnipa A Wɔmfata Awurade Badwa Asekɔ

1 Ɔbarima a wɔasa no anaa wɔatwa ne barima atwene no mmma Awurade badwa ase.

2 Wɔn a wɔyɛ mpena mma ne wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so edu no mmma Awurade badwa ase.

3 Amonfoɔ anaa Moabfoɔ anaa sɛ wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ edu no mu biara mmma Awurade badwa ase.

4 Saa aman yi annye mo, amma mo aduane anaa sɛ nsuo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ɔfiri Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome mo.

5 Nanso Awurade, mo Onyankopɔn, antie Balaam. Ɔdanee nnome no ma ɛyɛɛ nhyira maa mo, ɛfiri sɛ, Awurade mo Onyankopɔn dɔ mo.

6 Na sɛ mote ase yi, mommmoa Amonfoɔ ne Moabfoɔ ɛkwan biara so da biara da.

7 Monnkyiri Edomfoɔ anaa Misraimfoɔ, ɛfiri sɛ, Edomfoɔ yɛ mo nuanom na motenaa Misraimfoɔ nso mu sɛ ahɔhoɔ.

8 Misraimfoɔ awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa a wɔne mo firii Misraim no bɛkɔ Awurade badwa ase.

Atenaeɛ Hɔ Afideɛ

9 Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfoɔ a, montwe mo ho mfiri deɛ ɛho nte biara ho.

10 Sɛ ɔbarima bi ho gu fi ɛsiane anadwo mu ahobaa a, ɛsɛ sɛ ɔfiri atenaeɛ hɔ kɔtena baabi ɛda mu no nyinaa.

11 Ɛduru anwummerɛ a, ɛsɛ sɛ ɔdware na owia kɔtɔ a, ɔnsane mmra atenaeɛ hɔ.

12 Montwa baabi a mobɛgya mo anan wɔ asraafoɔ atenaeɛ hɔ.

13 Mo mu biara mfa sofi nka ne nneɛma ho. Ɛberɛ biara a mobɛgya mo anan no, momfa sofi no ntu amena na monkata agyanan no so.

14 Ɛsɛ sɛ asraafoɔ atenaeɛ hɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, nam mo atenaeɛ no so bɔ mo ho ban, na moadi mo atamfoɔ so nkonim. Ɛnsɛ sɛ ɔhunu animguasedeɛ biara wɔ mo mu; sɛ ɛba saa a, ɔbɛdane nʼakyi akyerɛ mo.

Asetena Pa Ho Mmara

15 Sɛ ɛba sɛ nkoa dwane firi wɔn wuranom nkyɛn na wɔba mo nkyɛn bɛgye wɔn ho dwanekɔbea a, mommpam wɔn mma wɔnnsane wɔn akyi.

16 Momma wɔntena mo mu wɔ kuro biara a wɔpɛ so a monnnyɛ wɔn aniɛyaadeɛ.

17 Ɛnsɛ sɛ Israelni barima anaa ɔbaa yɛ no ho hyiadan mu odwamanfoɔ.

18 Mommfa afɔrebɔdeɛ anaa adenya bi a ɛfiri odwamanfoɔ nkyɛn, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbaa, mma Awurade mo Onyankopɔn fie, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade mo Onyankopɔn akyiwadeɛ.

19 Bosea a mobɔ mo yɔnko Israelni no, sɛ ɛyɛ sika, aduane anaa biribi foforɔ no, monnnye ho mfɛntom.

20 Motumi gye bosea ho mfɛntom firi ahɔhoɔ nkyɛn, na ɛnyɛ Israelfoɔ nkyɛn, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo wɔ biribiara a moyɛ mu wɔ asase a morekɔ so akɔfa no.

21 Sɛ mohyɛ Awurade mo Onyankopɔn bɔ a, biribiara a mohyɛɛ no ho bɔ no, monyɛ no ntɛm so. Ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn hwehwɛ sɛ, ɛbɔ a moahyɛ no no, mobɛdi so ntɛm so. Sɛ moanyɛ a, mobɛdi ho fɔ.

22 Nanso, sɛ moanhyɛ biribiara ho bɔ a, monyɛɛ bɔne biara.

23 Na sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu hyɛ bɔ a, hwɛ yie na di asɛm a woaka no so, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn na woahyɛ no bɔ no.

24 Wotumi di bobe aba dodoɔ biara wɔ wo yɔnko bobe turom nanso, mfa bi ngu kɛntɛn mu nkɔ.

25 Saa ara na mobɛtumi de mo nsa apempan aburoo mmɛtem kakra wɔ mo yɔnko afuom, nanso ɛnsɛ sɛ mode sekan twa.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/23-7f07008c3e202717b51d954587b91df2.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 24

1 Sɛ ɔbarima ware yere na sɛ nʼani nnye ne ho bio, ɛfiri sɛ wahunu ade bɔne bi wɔ ne ho, na sɛ ɔtwerɛ awaregyaeɛ krataa de ma no, na ɔpamoo no firi ne fie,

2 na ɔfiri fie hɔ na ɔbarima foforɔ kɔware no,

3 na ne kunu a ɔtɔ so mmienu no gyaa no anaa sɛ ɔwu a,

4 ne kunu a ɔdi ɛkan a ɔgyaa no no nni ho ɛkwan sɛ ɔware no bio, ɛfiri sɛ, wagu ne ho fi. Ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ Awurade ani so. Mommfa afɔbuo mma asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ no so.

5 Sɛ ɔbarima aware foforɔ a, ɛnsɛ sɛ wɔde no kɔ ɔko anaasɛ nso wɔde dwuma bi die to no so. Ɛsɛ sɛ ɔtena fie afe a ɔnyɛ adwuma biara sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛma ne yere foforɔ a waware no no anya ahotɔ.

6 Obi nnye adeyam boba kɛseɛ no ne ne ketewa no anaa adeyam boba ketewa no nko ara awowa, ɛfiri sɛ, deɛ ɛyɛ ne dea no, ɛno ho na ɔdidi.

7 Sɛ obi kyere ne yɔnko Israelni na ɔdi no nya sɛ ɔdɔnkɔ anaa ɔtɔn no a, ɛsɛ sɛ onyadifoɔ no wuo. Ɛsɛ sɛ motu bɔne ase firi mo mu.

8 Monhwɛ honam ani nsaneyadeɛ nyinaa yie na monni ɛho mmara a Lewifoɔ asɔfoɔ bɛkyerɛ mo no so; monni mmara a mahyɛ ama mo no so.

9 Monkae deɛ ɛberɛ a mofiri Misraim reba no Awurade, mo Onyankopɔn, yɛɛ Miriam.

10 Sɛ wode biribi fɛm wo yɔnko a, nkɔ wo yɔnko fie nkɔgye awowasideɛ.

11 Gyina afikyire na ɔyɔnko a ɔfɛm wʼadeɛ no de awowasideɛ no bɛbrɛ wo.

12 Sɛ ɔyɔnko no yɛ ohiani na ɔwɔ ntoma baako a ɔpɛ sɛ ɔde si wo awowa a, nkora ntoma no nkɔsi adekyeeɛ.

13 Fa ntoma no kɔma wo yɔnko no owiatɔberɛ sɛdeɛ ɔde bɛda na wahyira wo. Na Awurade, wo Onyankopɔn, bɛka sɛ woayɛ wo nyamedwuma na wahyira wo.

14 Nhyɛ ɔpaani mmɔborɔni a ɔyɛ wo nua Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte mo nkuro baako mu no so.

15 Tua nʼapaadeɛ ma no ɛda biara ansa na owia akɔtɔ, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ohiani na nʼani da saa akatua no so. Anyɛ saa a, ɔbɛsu afrɛ Awurade atia wo, na wobɛdi bɔne ho fɔ.

16 Ɛnsɛ sɛ mma bɔne bi a wɔayɛ enti wɔkum wɔn awofoɔ de si anan. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ awofoɔ bɔne bi a wɔayɛ enti wɔkum wɔn mma de si anan. Wɔn a owuo sɛ wɔn no, ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn wɔ wɔn ankasa bɔne ano.

17 Ɛsɛ sɛ wɔbu ahɔhoɔ a wɔte mo mu no ne nwisiaa atɛntenenee, na ɛnsɛ sɛ mogye okunafoɔ ɔbaa ntoma de si ɛka a ɔde ho awowa.

18 Daa monkae sɛ, na mo nso moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Onyankopɔn, na ɔgyee mo. Ɛno enti na mede saa mmara yi ama mo no.

19 Sɛ woretwa wʼafuo mu nnɔbaeɛ, na wo werɛ firi afi bi wɔ afuom hɔ a, nsane nkɔfa. Gya wɔ hɔ ma ahɔhoɔ, awisiaa anaa akunafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo nsa ano nnwuma nyinaa so.

20 Sɛ wote wo ngo nnua so aba a, nkɔ so mprenu. Gya aba no a aka so no ma ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ.

21 Saa nso na wote wo bobe nturo so aba a, nkɔ so mprenu. Gya aba a aka wɔ so no ma ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ.

22 Monkae sɛ, moyɛɛ nkoa wɔ Misraim. Ɛno enti na mehyɛ mo sɛ monyɛ yei no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/24-fd1a61bfec2fb18c28e570dc0d7c4032.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 25

1 Sɛ akasakasa si mmarima baanu ntam a, wɔmfa asɛm no nkɔ asɛnniiɛ na ɔtemmufoɔ no nni asɛm no. Ɔbɛgyaa deɛ ɔdi bem no na wɔatwe deɛ ɔdi fɔ no aso.

2 Sɛ ɔbarima a ɔdi fɔ no fata sɛ wɔtwa no mmaa a, ɔtemmufoɔ no bɛma no ada hɔ na watwa no mmaa dodoɔ a ɛfata ne bɔne no wɔ nʼanim.

3 Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔtwa no mmaa boro aduanan. Sɛ wɔtwa no boro saa a, na wɔagu wo nua anim ase wɔ wʼanim.

4 Nkyekyere nantwie a ɔreporo atokoɔ ano.

5 Sɛ nuammarima baanu te fie na wɔn mu baako wu a wanwo ɔba a, ɛnsɛ sɛ okunafoɔ no kɔware ɔhɔhoɔ. Mmom, ne kunu a wawuo no nuabarima na ɛsɛ sɛ ɔware okunafoɔ no, na wayɛ okunu nua asɛdeɛ ama okunafoɔ no.

6 Abakan a wɔbɛwo no no, wɔde no bɛto nʼagya a wawuo no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, owufoɔ no din rempepa mfiri Israel.

7 Na sɛ ɛba sɛ owufoɔ no nuabarima mpɛ sɛ ɔware ne nua no yere no a, ɔbaa no bɛkɔ kuro no mpanimfoɔ nkyɛn wɔ kuro no ɛpono ano akɔka akyerɛ wɔn sɛ, “Me kunu nua no mpɛ sɛ ne nua no din bɛka Israel. Ɔrentumi nyɛ okunu nua asɛdeɛ mma me.”

8 Afei, ɔbarima no kurom mpanimfoɔ bɛfrɛ no akasa akyerɛ no. Sɛ ɔse pene ara na ɔrempene no so a, ɔbɛka sɛ, “Mempɛ sɛ meware no” a,

9 okunafoɔ no bɛkɔ ɔbarima no anim a mpanimfoɔ no nso wɔ hɔ bi. Ɔbɛworɔ ɔbarima no mpaboa baako, ate ntasuo agu nʼanim na waka sɛ, “Sei na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ɔbarima a ɔmpɛ sɛ ɔtoa ne nua abusua so.”

10 Wɔbɛfrɛ saa onipa no asefoɔ wɔ Israel sɛ abusua a wɔaworɔ wɔn mpaboa.

11 Sɛ Israelfoɔ mmarima baanu reko na wɔn mu baako yere pɛ sɛ ɔboa ne kunu enti, ɔsɔ ɔbarima baako no barima mu a,

12 ɛsɛ sɛ wɔtwa ɔbaa no nsa no a ahummɔborɔ biara nni mu.

13 Momfa nsania papa nkari adwadeɛ

14 na monsusu adwadeɛ no pɛpɛɛpɛ.

15 Aane, momfa nsania pa na monsusu adwadeɛ nso pɛpɛɛpɛ na moanya nkwa nna tenten wɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so.

16 Wɔn a wɔfa nsania bɔne ne nkontompo so kari adwadeɛ no yɛ Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ.

17 Mommma mo werɛ mfiri deɛ Amalekfoɔ yɛɛ mo ɛberɛ a mofiri Misraim reba no ɛda biara da.

18 Wɔto hyɛɛ mo so ɛberɛ a moabrɛbrɛ na moatotɔ baha no, na wɔn a wɔaka akyi no nso, wɔbobɔɔ wɔn hwehwee fam. Na wɔnsuro Onyankopɔn.

19 Ɛno enti, sɛ Awurade mo Onyankopɔn ma mo ahomegyeɛ firi mo atamfoɔ nyinaa nsam wɔ asase a ɔde rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so a, ɛsɛ sɛ mosɛe Amalekfoɔ, na yɛankae wɔn bio wɔ asase yi so. Mommma mo werɛ mfiri yei da!

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/25-b6c584f3845445a8d9ae14c6272d1d39.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 26

Otwa Afɔrebɔdeɛ Ne Ntotosoɔ Du Du

1 Sɛ moduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rebɛma mo sɛ mo agyapadeɛ sononko no so, na moko gye tena so a,

2 momfa otwakane wɔ otwa berɛ biara mu no ngu kɛntɛn mu na momfa mmra baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no.

3 Monkɔ ɔsɔfoɔ a ɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no nkyɛn na monka nkyerɛ no sɛ, “Menam saa akyɛdeɛ yi so reda no adi sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, de me aba asase a ɔhyɛɛ mʼagyanom bɔ no so.”

4 Afei, ɔsɔfoɔ no bɛgye kɛntɛn no afiri wo nsam de asi Awurade, mo Onyankopɔn afɔrebukyia no anim.

5 Na wobɛka saa nsɛm yi wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim sɛ, “Na me tete agya Yakob yɛ otutenani Aramni a ɔkɔtenaa Misraim. Nʼabusua no yɛ ketewaa bi, nanso Misraim hɔ no, wɔdɔɔso bebree bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ.

6 Ɛberɛ a Misraimfoɔ dii yɛn nya nam so ma yɛyɛɛ wɔn nkoa no,

7 yɛsu frɛɛ Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. Ɔtee yɛn sufrɛ na ɔhunuu yɛn amanehunu, ɔbrɛ ne ɔhyɛ a yɛwɔ mu.

8 Enti, Awurade nam tumi a ɛyɛ nwanwa, ehubɔ a emu yɛ den, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛpusu nnipa ne anwanwasɛm so gyee yɛn firii Misraim.

9 Ɔde yɛn baa ha na ɔde asase yi a nufosuo ne ɛwoɔ resene so yi maa yɛn.

10 Afei, Ao Awurade, mede akyɛdeɛ a ɛyɛ mʼaduanekan a wode firi asase mu maa me no rebrɛ wo.” Afei, fa aduane no si Awurade, mo Onyankopɔn, anim na sɔre no.

11 Afei, kɔ na kɔgye wʼani wɔ nneɛma pa a Awurade, mo Onyankopɔn, de ama wo ne wo fiefoɔ no ho. Wʼanigyeɛ no mu, kae Lewifoɔ ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu no nso.

12 Mfeɛ mmiɛnsa biara, ɛsɛ sɛ moma mo mfudeɛ ho ntotosoɔ dudu sononko. Ɛsɛ sɛ mode saa ntotosoɔ dudu sononko no ma Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya bi adi amee wɔ mo nkuro so.

13 Afei, mompae mu nka wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim sɛ, “Mede akyɛdeɛ kronkron a ɛfiri me fie ama Lewifoɔ, ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ sɛdeɛ wohyɛɛ me no. Memmuu wo mmara no bi so anaa me werɛ mfirii wo mmara no bi.

14 Manni bi ɛberɛ a meretwa adwo anaasɛ ɛberɛ a na me ho nte no. Afei nso, mamfa me nsa anka bi, na mamfa mu bi nso amma awufoɔ. Matie Awurade, me Onyankopɔn, na mayɛ biribiara a wohyɛɛ me sɛ menyɛ no.

15 Firi wo soro tenabea kronkron hɔ hwɛ fam na hyira wo nkurɔfoɔ Israel ne asase a wode ama yɛn no—asase a nufosuo ne ɛwoɔ retene wɔ so sɛdeɛ wohyɛɛ yɛn agyanom bɔ no.”

Awurade Mmara So Die Ho Nkaeɛbɔ

16 Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛ mo ɛnnɛ sɛ, monni saa mmara yi nyinaa so; momfa mo akoma ne mo kra nyinaa nni so.

17 Moapae mu aka no ɛnnɛ sɛ, Awurade yɛ, mo Onyankopɔn, na mobɛnante nʼakwan so na mobɛdi ne mmara so ayɛ ɔsetie ama no.

18 Na Awurade aka no ɛnnɛ sɛ, moyɛ ne nkurɔfoɔ, nʼagyapadeɛ a nʼakoma da ho sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no; ɛno enti, ɛsɛ sɛ modi ne mmara nyinaa so.

19 Na sɛ moyɛ saa a, ɔbɛyɛ mo kɛseɛ asene ɔman biara. Afei, mobɛnya nkamfoɔ, animuonyam, na mo din bɛhyeta. Mobɛyɛ ɔman a ɛyɛ kronkron ma Awurade, mo Onyankopɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/26-5c868b1ba70de97bd3f2807c8fc1a551.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 27

Bepɔ Ebal Afɔrebukyia

1 Mose ne Israel mpanimfoɔ hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monni mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi nyinaa so.

2 Sɛ motwa Yordan kɔduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so a, monhyehyɛ aboɔ akɛseɛ na momfa akaadoo nsra ho.

3 Sɛ motwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so, asase a ɛwoɔ ne nufosuo resene so no so a, montwerɛ mmara no nyinaa ngu so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no.

4 Na sɛ motwa Yordan a, monhyehyɛ aboɔ no wɔ Ebal bepɔ so sɛdeɛ merehyɛ mo ɛnnɛ yi na momfa akaadoo no mfa ho.

5 Monsi afɔrebukyia, aboɔ afɔrebukyia wɔ hɔ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mommfa dadeɛ biribiara nka.

6 Momfa aboɔ nkunkuma nsi Awurade, mo Onyankopɔn afɔrebukyia no na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so mma Awurade, mo Onyankopɔn.

7 Mommɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ nso wɔ so na momfa anigyeɛ nnidi wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.

8 Montwerɛ mmara no mu nhyehyɛeɛ nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu aboɔ a wɔde akaadoo aka so no so.”

Nnome A Ɛfiri Bepɔ Ebal So

9 Afei, Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Ao Israel, monyɛ komm na montie! Ɛnnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Onyankopɔn manfoɔ.

10 Monyɛ ɔsetie mma Awurade, mo Onyankopɔn, na monni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ yi so.”

11 Saa ɛda no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ,

12 Sɛ motwa Asubɔnten Yordan a, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuo na wɔnnyina Gerisim bepɔ so nhyira ɔman no.

13 Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuo nso nnyina Ebal bepɔ so nnome.

14 Na afei, Lewifoɔ nteam ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so sɛ:

15 “Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa deɛ wɔagu de ahyɛ kɔkoam. Saa ahoni adwumfoɔ nsaano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwadeɛ.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

16 “Nnome nka obiara a ɔbɛbu nʼagya anaa ne maame animtia.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

17 “Nnome nka obiara a ɔsesa hyeɛ nam so bɔ ne yɔnko korɔno.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

18 “Nnome nka obiara a ɔma onifirani fom ɛkwan.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

19 “Nnome nka obiara a ɔsisi ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

20 “Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, ɛfiri sɛ, wagu nʼagya mpa ho fi.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

21 “Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

22 “Nnome nka obiara a ɔne ne nuabaa bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babaa anaa ne maame babaa.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

23 “Nnome nka obiara a ɔne nʼase baa bɛda.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

24 “Nnome nka obiara a ɔbɛkum ɔfoforɔ wɔ kɔkoam.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

25 “Nnome nka obiara a ɔgye apaabɔdeɛ na ɔkum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

26 “Nnome nka obiara a wanni mmaransɛm yi so na wannye anto mu.”

Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/27-604c6bb8e7534bc638120539bcd7cfef.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 28

Ɔsetie Mu Nhyira

1 Na sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, na modi mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so a, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpagya mo asene aman a wɔwɔ ewiase nyinaa.

2 Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn a, mobɛnya saa nhyira yi nyinaa:

3 Wɔbɛhyira mo wɔ mo nkuro ne mo ɔman mu.

4 Wɔde mma bebree ne nsase bereɛ bɛhyira mo. Wɔde anantwie ne nnwan a wɔn ase dɔre bɛhyira mo.

5 Wɔde nnuaba nkɛntɛn ma ma, ne mmɔre kodoɔ a burodo ahyɛ so ma bɛhyira mo.

6 Wɔbɛhyira mo wɔ baabiara a mobɛkɔ, mo fieba mu ne mo adifire mu.

7 Sɛ atamfoɔ to hyɛ mo so a, Awurade bɛdi wɔn so. Wɔbɛfiri baabi ato ahyɛ mo so na wɔafa akwan nson so ahwete afiri mo anim.

8 Biribiara a mobɛyɛ no, Awurade bɛhyira so na ɔde aburoo ahyɛ mo apata ma ma. Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo wɔ asase a ɔde rema mo no so.

9 Sɛ modi Awurade, mo Onyankopɔn, mmara no so na monante nʼakwan so a, Awurade bɛgyina mo sɛ ne nnipa kronkron sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛyɛ no.

10 Afei, ewiase aman nyinaa bɛhunu sɛ, moyɛ nnipa a Awurade afa mo, na wɔbɛsuro mo.

11 Awurade bɛma mo nneɛma pa ma aboro so ma—nyɛmmoa ne afudeɛ pii wɔ asase a ɔhyɛɛ mo agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no so.

12 Awurade firi nʼahonya dodoɔ a ɛwɔ soro no mu bɛma osuo atotɔ wɔ ne berɛ mu, nam so ahyira mo nnwuma a moyɛ so. Mobɛfɛm aman pii nanso, mo deɛ, moremfɛm hwee mfiri wɔn nkyɛn.

13 Sɛ motie saa Awurade, mo Onyankopɔn, mmara yi na modi so a, Awurade bɛyɛ mo ti na ɛnyɛ nan, na moakorɔn.

14 Ɛnsɛ sɛ motwe mo ho firi mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi biara ho sɛ morekɔdi anyame foforɔ akyi asom wɔn.

Asoɔden Mu Nnome

15 Na sɛ moantie Awurade, mo Onyankopɔn, anni ne mmara nyinaa a mede rema mo ɛnnɛ no so a, saa nnome yi nyinaa bɛba abɛbunkam afa mo so.

16 Nnome bɛka mo wɔ mo nkuro ne mo ɔman mu.

17 Wɔde nkɛntɛn a aduaba biara nni mu ne mmɔre kodoɔ a burodo nni mu bɛdome mo.

18 Wɔde mma kakra bi ne nsase bonini bɛdome mo. Wɔde anantwie ne nnwan abonini bɛdome mo.

19 Baabiara a mobɛkorɔ, mo fieba ne mo adifire mu, wɔbɛdome mo.

20 Awurade bɛma nnome, basabasayɛ ne hwammɔdie aba adeɛ biara a moyɛ mu, kɔsi sɛ awieeɛ no wɔbɛsɛe mo koraa sɛ moayɛ bɔne na moagya me enti.

21 Awurade de nyarewa bɛba mo so akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo nyinaa wɔ asase a morebɛkɔ akɔfa no so.

22 Awurade de yadeɛ a ɛbɛma mo afonfɔn bɛka mo. Ɔbɛma huraeɛ ne ahonhono abɔ mo na wama ɔhyeɛ a ano yɛ den, mfudeɛ nyarewa ne kakawirewire aba mo so na aha mo ara kɔsi sɛ mo ase bɛhye.

23 Ɔsoro a ɛkata mo tiri so no bɛdane sumpii na ɛfam adane dadeɛ.

24 Awurade bɛdane osutɔ a ɛwɔ mo ɔman mu no mfuturo; ɛbɛpore afiri soro agu mo so kɔsi sɛ mobɛsɛe.

25 Awurade bɛma mo atamfoɔ adi mo so nkonim. Mobɛfa baabi akɔto ahyɛ mo atamfoɔ so, nanso, mobɛfa akwan nson so adwane afiri wɔn anim. Mobɛyɛ ahodwiredeɛ wɔ ahennie a ɛwɔ asase yi so nyinaa ani so.

26 Mo afunu bɛyɛ nnomaa ne wiram mmoa aduane, na obiara nso nni hɔ saa ɛberɛ no a ɔbɛpam wɔn.

27 Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛsisii mo wɔ Misraim no bi asisi mo. Na ɔde nsisiiwa, ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ mo.

28 Awurade de adammɔ, anifiraeɛ ne ayamhyehyeɛ bɛto mo so.

29 Mode mo nsa bɛhwehwɛ ɛkwan awia ketee te sɛ deɛ onifirani de ne nsa keka anadwo. Biribiara a moyɛ no, morenni mu nkonim. Wɔbɛhyɛ mo so, abɔ mo korɔno daa na obiara mmɛgye mo.

30 Mobɛgye ɔbaa aware nso obi ne no bɛda. Mobɛsi dan nso obi hunu na ɔbɛtena mu. Mobɛdɔ bobefuo nanso monnni mu aba.

31 Wɔbɛkum mo nantwie wɔ mo anim nanso morennya ne nam bi nwe. Wɔbɛgye mo afunumu afiri mo nsam a, ɔrensane mma bio. Wɔde mo dwan bɛma mo atamfoɔ na morennya ɔboafoɔ a ɔbɛgye no ama mo.

32 Wɔde mo mmammarima ne mo mmammaa bɛma ɔman foforɔ na daa mobɛhwɛ wɔn ara ama mo ani atɔre sia, nanso morentumi nyɛ ho hwee.

33 Nnipa a monnim wɔn na wɔbɛfo mo mfuo mu nnɔbaeɛ adi, na daa wɔasane ahyɛ mo so.

34 Na mo ani so adeɛ a mobɛhunu no bɛbɔ mo dam.

35 Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛyɛ ya a wɔko a ɛnko abobɔ mo kotodwe ne mo nan ho na atrɛ afiri mo nan aseɛ akɔsi mo tiri so.

36 Awurade bɛpamo mo ne mo ɔhene a ɔdi mo so no akɔ ɔman bi a mo ne mo agyanom nnim so so. Ɛhɔ na mobɛsom anyame foforɔ, anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ.

37 Aman a Awurade de mobɛkɔ so no nyinaa so, mobɛyɛ akyiwadeɛ ne aseredeɛ ama wɔn.

38 Mobɛdua bebree nanso mobɛtwa kakraa bi, ɛfiri sɛ, ntutummɛ bɛwe mo mfudeɛ.

39 Mobɛyɛ bobe nturo ahwɛ so yie nanso monnnom anaa monnni so aba, ɛfiri sɛ, asonson bɛsɛe bobe no.

40 Mobɛdua ngo nnua afa mo nsase so nyinaa nanso monnnya mu ngo biara, ɛfiri sɛ, aba no bɛte agu fam ɛberɛ a ɛmmereɛ.

41 Mobɛwo mmammarima ne mmammaa nanso ɛnyɛ mo na mobɛtete wɔn, ɛfiri sɛ, wɔbɛkyere wɔn de wɔn akɔ nkoasom mu.

42 Mo mfuo nyinaa, mmoawa bɛsɛe no.

43 Ahɔhoɔ a wɔte mo mu no bɛnya ahoɔden anya no mmorosoɔ, na mo deɛ, mobɛyɛ mmerɛ ayɛ mmerɛ mmorosoɔ.

44 Wɔbɛbɔ mo bosea a moremmɔ wɔn bi. Wɔbɛyɛ tiri na moayɛ nan.

45 Sɛ moanyɛ ɔsetie amma Awurade, mo Onyankopɔn, anni mmara a ɔde ama mo no so a, saa nnome yi nyinaa bɛdi mo akyi na abunkam afa mo so kɔsi sɛ wɔbɛsɛe mo.

46 Saa nsɛm a ɛyɛ hu yi bɛba sɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne kɔkɔbɔ ama mo ne mo asefoɔ daa nyinaa.

47 Esiane sɛ moamfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ ansom Awurade mo Onyankopɔn wɔ mfasoɔ dodoɔ a moanya no ho enti,

48 mobɛsom mo atamfoɔ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛsoma wɔn abɛtia mo no. Ɛkɔm bɛde mo; sukɔm bɛde mo; mobɛda adagya na biribiara ho ahia mo. Wɔbɛhyɛ mo kɔnnua kɔsi sɛ wɔbɛsɛe mo.

49 Awurade de ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri baabi wɔ asase ano bɛba abɛtia mo na wɔato ahyɛ mo so te sɛ ɔkɔdeɛ. Ɛyɛ ɔman a monte wɔn kasa;

50 ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔn akoma apirim na wɔmmu ɔpanin, nni ahummɔborɔ ma abɔfra.

51 Nʼasraadɔm bɛto ahyɛ mo nyɛmmoa ne mo nnɔbaeɛ so na ɛkɔm ade mo yie ama moawuwu. Wɔrennya aburoo, nsã, ngo, nantwie mma anaa nnwan mma mma mo, na ɛnam so ama mo asɛe.

52 Wɔbɛtua mo nkuropɔn nyinaa. Afasuo denden a mode mo ho too so sɛ ɛbɛbɔ mo ho ban wɔ mo asase no so no nyinaa, wɔbɛka agu fam. Wɔbɛto ahyɛ nkuro a ɛwɔ asase a Awurade mo Onyankopɔn de ama mo no so.

53 Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɔtamfoɔ de bɛba mo so wɔ otua no mu no enti, mobɛwe mo mmammarima ne mmammaa a Awurade de ama mo no ɛnam mono.

54 Mpo, mo mu ɔhobrɛaseni ne mmɔborɔni a ɔwɔ mo mu no renhunu ɔno ara ne nuabarima anaa ne yere a ɔdɔ no no ne ne mma a wɔte ase no so mmɔbɔ,

55 na ɔremma wɔn mu biara ɛnam no bi nwe. Esiane sɛ, ɔnni biribi a aka a ɔbɛwe wɔ otua no a mo atamfoɔ no bɛtua mo nkuropɔn no nyinaa enti.

56 Mo mu ɔbaa a ɔbrɛ ne ho ase na ɔwɔ nkatedeɛ wɔ ne mu, a mpo ɔmpɛ sɛ ɔde ne nan bɛsi fam no, ɔbɛnya ne kunu a ɔdɔ no ne ɔno ara ne mmammarima anaa ne mmammaa ho menasepɔ.

57 Ɔbaa no de awodeɛ ne abɔfra a wawo no foforɔ no bɛsie wɔn sɛdeɛ ɔbɛtumi awe ne nyinaa kɔkoam. Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a mo atamfoɔ de bɛba mo nkuro nyinaa so no enti, biribiara renka a wɔbɛwe wɔ otua no mu.

58 Sɛ moanni mmara no nyinaa a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no so na moansuro onimuonyamfoɔ ne ɔnwanwani Awurade mo Onyankopɔn no din a,

59 Awurade de ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛbrɛ mo ne mo asefoɔ. Saa yaredɔm yi ano bɛyɛ den na ɛrennyae. Mobɛka nnompe na moayɛ mmɔbɔ.

60 Ɔde yadeɛ a ɛbaa mo so wɔ Misraim a ɛbɔɔ mo hu no bɛbrɛ mo a ɛremfiri mo so da.

61 Awurade bɛsane de nyarewa ahodoɔ bebree ne amanehunu a wɔntwerɛɛ no mmara nwoma no mu bɛbrɛ mo kɔsi sɛ mobɛsɛe.

62 Mo a na modɔɔso te sɛ ɔsoro nsoromma no, mo so bɛte koraa, ɛfiri sɛ, moantie Awurade, mo Onyankopɔn.

63 Sɛdeɛ na ɛyɛ Awurade anisɔ sɛ ɔbɛma mo akɔ so no, saa ara nso na ɛbɛyɛ no anisɔ sɛ ɔbɛdwerɛ mo na wasɛe mo. Ɔbɛtutu mo ase afiri asase a morekɔ so akɔfa no so.

64 Na Awurade bɛbɔ mo apansam afra aman nyinaa firi asase ano kɔsi asase ano. Ɛhɔ na mobɛsom ahɔhoɔ anyame a mo anaa mo agyanom nhunuu bi da; anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ!

65 Saa aman no so morennya dwanekɔbea anaa ahomegyeɛ. Na Awurade bɛma mo akoma atutu na mo ani ayɛ siamoo na mo kra akusa.

66 Mo asetena bɛdi nsensɛnmu. Anadwo ne awia nyinaa mobɛbɔ ehu a morennya gyidie biara sɛ mobɛhunu anɔpa hann.

67 Anɔpa mobɛka sɛ, “Sɛ ɛyɛɛ anadwo a!” Na anwummerɛ nso mobɛka sɛ, “Sɛ ɛyɛɛ anɔpa a!” Mobɛka saa, ɛfiri sɛ, mohunu sɛ ehu atwa mo ho ahyia.

68 Na Awurade bɛma mo asane akɔ Misraim wɔ ahyɛn mu, akwantuo a mehyɛɛ mo bɔ sɛ morentu bio no. Ɛhɔ na mode mo ho bɛma mo atamfoɔ sɛ wɔntɔ mo sɛ nkoa, nanso obiara rempɛ sɛ ɔbɛtɔ mo.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/28-19feb33554a6a136b8667c137072b0e0.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 29

Apam No Ntimu

1 Yei ne nhyehyɛeɛ a ɛwɔ apam a Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ no nyɛ wɔ Moab nka apam a ɔne wɔn yɛɛ no wɔ Horeb no.

2 Mose frɛɛ Israelfoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Mo ahunu deɛ Awurade yɛɛ Farao ne ne mpanimfoɔ ne ne ɔman nyinaa wɔ Misraim no.

3 Mo ankasa mohunuu sɔhwɛ akɛseɛ, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwadeɛ akɛseɛ no.

4 Nanso, ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Awurade mmaa mo adwene a ɛte asɛm ase anaa ani a ɛhunu adeɛ anaa aso a ɛte asɛm.

5 Mfeɛ aduanan mu a medii mo anim faa ɛserɛ so no, mo ntoma antete; saa ara na mo mpaboa a ɛhyɛ mo nan nso anhi.

6 Moanni aduane, annom nsã anaa nsã a ano yɛ den. Meyɛɛ saa sɛdeɛ mobɛhunu sɛ mene Awurade, mo Onyankopɔn, no.

7 Yɛduruu ha no, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og ba bɛko tiaa yɛn, nanso, yɛdii wɔn so.

8 Yɛfaa wɔn asase de maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusuakuo fa no sɛ wɔn agyapadeɛ.

9 Ɛno enti, monni saa apam yi so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribiara a mobɛyɛ no bɛyɛ yie.

10 Mo nyinaa—mo mmusuakuo mpanimfoɔ, mo atemmufoɔ, mo ahwɛfoɔ ne Israel mmarima nyinaa, ɛnnɛ mogyina Awurade, mo Onyankopɔn, anim,

11 mo ne mo mma ne mo yerenom ne ahɔhoɔ a wɔte mo mu a wɔbu mo nnua, soa mo nsuo.

12 Mogyina ha sɛ mo ne Awurade, mo Onyankopɔn, rebɛyɛ apam, apam a Awurade ne mo reyɛ ɛnnɛ. Ɔde ntam bɛsɔ ano,

13 na wasi so gyinaeɛ sɛ ɛnnɛ, moyɛ ne nkurɔfoɔ na ɔno nso bɛyɛ mo Onyankopɔn sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no na ɔkaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no.

14 Mereyɛ saa apam yi a ne ntam bata ho. Apam yi, ɛnyɛ mo a

15 mo ne yɛn gyina ha ɛnnɛ wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim no nko dea. Na mmom ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔnni ha nso.

16 Mo ankasa monim sɛdeɛ yɛtenaa Misraim ne sɛdeɛ yɛreba ha no yɛfaa aman so bɛsii ha.

17 Mohunuu akyiwadeɛ ahoni a wɔde nnua ne aboɔ ne dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ wɔ wɔn nkyɛn.

18 Monhwɛ yie sɛ ɔbarima anaa ɔbaa anaa abusua biara a wɔwɔ mo mu ɛnnɛ no mu biara akoma rennane mfiri Awurade, mo Onyankopɔn, ho nkɔsom saa aman yi anyame; monhunu sɛ, duhini biara nni mo mu a ɛpu bɔnwoma a ɛyɛ nwono saa.

19 Ɛnsɛ sɛ obiara a ɔte nnome ho kɔkɔbɔ nsɛm yi susu sɛ ɔno deɛ hwee renka no. Mma no nka wɔ ne tirim sɛ, “Me ho sɔnn, ɛmfa ho sɛ menam asoɔden kwan so.” Yei de ɔsɛeɛ a ɛso bɛba.

20 Awurade remfa nkyɛ saa nnipa no. Nʼabufuo ne ne ninkunu bɛhye atia wɔn. Nnome a wɔatwerɛ no saa nwoma yi mu nyinaa bɛba wɔn so na Awurade bɛpepa wɔn din afiri ɔsoro ase.

21 Awurade bɛtwe wɔn afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu na wahwie apam no mu nnome nyinaa a wɔatwerɛ wɔ saa mmara nwoma no mu agu wɔn so.

22 Afei, nkyirimma a wɔbɛba, wɔn a wɔfiri mo ase ne wɔn a wɔfiri ahɔhoɔ ase a wɔfiri akyirikyiri asase so bɛhunu asase no sɛeɛ ne nyarewa a Awurade de bɛbrɛ asase no.

23 Wɔbɛhunu sɛ, wɔn asase no dɔteɛ adane sɔfe ne nkyene a wɔdua so biribiara a ɛnyɛ yie, na hwee nso nnyini wɔ so—mpo, ɛserɛ ahahan. Ɛbɛyɛ te sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim a Awurade sɛee no nʼabufuo mu no.

24 Aman a atwa ahyia no bɛbisa sɛ, “Adɛn enti na Awurade ayɛ saa asase yi saa? Adɛn enti na ne bo fu denden saa?”

25 Na wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ, “Saa asɛm yi siiɛ, ɛfiri sɛ, nnipa a wɔwɔ asase no so buu apam a wɔne Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn yɛeɛ ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim asase so.

26 Wɔdane kɔsom anyame foforɔ a wɔyɛ ahɔhoɔ ma wɔn, anyame a Awurade nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsom.

27 Ɛno enti na Awurade abufuo dɛre tiaa saa asase yi, nam so de nnome a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no baa wɔn so no.

28 Abufuhyeɛ mu, Awurade tutuu ne nkurɔfoɔ ase firii wɔn asase so twaa wɔn asuo de wɔn kɔguu asase foforɔ a wɔte so seesei no.”

29 Ahintasɛm nyinaa firi Awurade mo Onyankopɔn hɔ, na nneɛma a wada no adi akyerɛ yɛn ne yɛn asefoɔ no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛbɛdi ne mmaransɛm yi so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/29-75bfd54b558e0c9df830752d88c00d62.mp3?version_id=2094—