Categories
5 Mose

5 Mose Nnianimu

Nnianimu

Mose Nwoma A Ɛtɔ So Enum anaa Deuteronomium yɛ Mose afotusɛm a ɛfa mmara ahodoɔ a ɔde maa Israelmma wɔ Moab asase so, ɛberɛ a wɔabɔ atenaseɛ ɛserɛ so akwantuo tenten no akyi. Nsɛm titire a wɔatwerɛ wɔ nwoma yi mu ne deɛ ɛdidi soɔ yi: (1) Mose kaakae Israelmma no nneɛma a ɛsisiiɛ mfeɛ aduanan akwantuo mu ɛserɛ so. Ɔtu wɔn fo sɛ wɔnkae deɛ Onyankopɔn ayɛ ama wɔn na wɔnyɛ ɔsetie mma no na wɔnni no nokorɛ nso. (2) Mose twee wɔn adwene kɔɔ Mmaransɛm Edu no so, na ɔsii Mmara asɛm a ɛdi ɛkan no so dua sɛ, wɔnsom Onyankopɔn nko ara. Ɔtii Mmara a ɛbɛboa ma wɔabɔ ɔbra pa wɔ Bɔhyɛ Asase no so mu kyerɛɛ wɔn. (3) Mose twee wɔn adwene kɔɔ apam a Onyankopɔn ne wɔn ayɛ no so hyɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ na wɔnni so. (4) Wɔsi Yosua sɛ ɔpanin foforɔ a ɔbɛdi Onyankopɔn mma anim. Mose nna a ɛdi akyire ne ne wuo wɔ Moab asase so.

Nwoma yi asɛmpɔ ne sɛ Onyankopɔn agye ne man na wahyira wɔn nso.

Emu Nsɛm

Nneɛma A Onyankopɔn Ayɛ Ama Yɛn: Mose Kasakyerɛ A Ɛdi Ɛkan (

1.1–4.43

)

Sɛdeɛ Wɔtena Onyankopɔn Nhyehyɛeɛ mu: Mose Kasakyerɛ A Ɛtɔ So Mmienu (

4.44–28.68

)

Mose Kasakyerɛ A Ɛtɔ So Mmiɛnsa (

29.1–30.20

)

Mose Nna A Ɛtwa Toɔ (

31.1–34.12

)

Categories
5 Mose

5 Mose 1

Wɔtu Firi Horeb

1 Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa wɔ ɛserɛ no so wɔ Yordan apueeɛ. Wɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Yordan bɔnhwa a ɛbɛn Suf, wɔ Paran, Tofel, Laban, Haserot ne Di-Sahab ntam no.

2 Ɛfiri Horeb de kɔ Kades-Barnea no, ɛkwan a ɛfa bepɔ Seir no yɛ nnafua dubaako kwan.

3 Israelfoɔ firii Bepɔ Sinai no, afe a ɛtɔ so aduanan no bosome dubaako no ɛda a ɛdi ɛkan no, Mose kaa nsɛm a Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no pɛpɛɛpɛ kyerɛɛ wɔn.

4 Ɔkaa saa asɛm yi wɔ ɛberɛ a na wɔadi Amorifoɔ ɔhene Sihon a na ɔdi adeɛ wɔ Hesbon ne Basanhene Og a na ɔdi adeɛ wɔ Astarot ne Edrei so nkonim.

5 Yordan agya a ɛwɔ Moab asase so na Mose firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ mmara no mu sɛ:

6 Awurade ka kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb sɛ: “Moatena saa bepɔ yi so akyɛre dodo.

7 Montutu nkɔtena Amorifoɔ nkokoɔ so; monkɔtena nnipa a wɔbemmɛn Araba mmepɔ no mu ne atɔeɛ mmepɔ ayaase nyinaa mu; monkɔ Negeb na momfa mpoano nkɔsi Kanaanfoɔ asase so ne Lebanon nkɔduru Asubɔnten Eufrate ho.

8 Montie! Mede saa asase yi ama mo. Monkɔ na monkɔfa asase a Awurade hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob ne wɔn asefoɔ no.”

Akannifoɔ No Yie

9 Saa ɛberɛ no, meka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Me nko ara merentumi nyɛ mo ho adwuma.

10 Awurade, mo Onyankopɔn, ama moadɔre enti ɛnnɛ yi, mo ase afɛe te sɛ ɔsoro nsoromma.

11 Awurade mo agyanom Onyankopɔn mma mo nnɔre mmɔho mpempem na ɔnhyira mo sɛdeɛ wahyɛ mo bɔ no.

12 Na ɛbɛyɛ dɛn na me nko mɛtumi masoa mo haw ne mo nnesoa ne mo aperedie?

13 Monyi mmarima bi a wɔwɔ nyansa, nteaseɛ, na wɔwɔ edin pa mfiri abusuakuo biara mu na memfa wɔn ntuatua mo ano.”

14 Mobuaa me sɛ, “Dwuma a woasusu sɛ wobɛdi no yɛ.”

15 Enti, mede mo mmusuakuo mu mmarima atitire, anyansafoɔ a wɔn anim wɔ nyam no tuatuaa mo ano apem apem, ɔha ɔha, aduonum aduonum ne edu edu so mpanin ne mo mmusuakuo so sɛ ahwɛfoɔ.

16 Na atemmufoɔ a wɔwɔ hɔ saa ɛberɛ no nso, mehyɛɛ wɔn sɛ, sɛ akasakasa ba anuanom ntam, sɛ asɛm no yɛ Israelni ne ne nua bi anaa Israelni ne ɔhɔhoɔ bi a, monhwɛ na mommu atɛntenenee.

17 Mo atemmuo mu, mommmu ntɛnkyea. Montie ɔketewa ne ɔkɛseɛ pɛ. Monnsuro onipa biara, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔbu atɛn. Asɛm a ɛyɛ den ma mo no, momfa mmrɛ me na menni.

18 Na saa ɛberɛ no, mekaa biribiara a ɛsɛ sɛ moyɛ kyerɛɛ mo.

Wɔsoma Akwansrafoɔ

19 Na sɛdeɛ Awurade hyɛɛ yɛn no, yɛfirii Horeb de yɛn ani kyerɛɛ Amorifoɔ bepɔ a yɛnam ɛserɛ pradada a moahunu no so kɔduruu Kades-Barnea.

20 Afei, meka kyerɛɛ mo sɛ, “Moaduru Amorifoɔ bepɔman a Awurade de rema yɛn no so.

21 Awurade, mo Onyankopɔn, de asase no ama mo. Momforo nkɔfa sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, ka kyerɛɛ mo no. Monnsuro: mommma obi ntu mo aba mu.”

22 Ɛnna mo nyinaa baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Momma yɛnsoma mmarima nni yɛn anim na wɔnkɔsra asase no mma yɛn na wɔmmɛka deɛ wɔbɛhunu nkyerɛ yɛn na ɛno na ɛbɛkyerɛ yɛn ɛkwan ne nkuro ko a yɛbɛfa so.”

23 Na saa nsusuiɛ yi yɛ ma me enti meyii akwansrafoɔ dumienu a ɔbaako biara firi mo mmusuakuo dumienu no mu.

24 Wɔforoo bepɔ no na wɔkɔduruu Eskol subɔnhwa mu sraa hɔ.

25 Na wɔfaa asase no so aba bi de brɛɛ yɛn. Na wɔkaa sɛ, asase a Awurade yɛn Onyankopɔn de ama yɛn no yɛ asase pa.

Israelfoɔ Anwiinwii

26 Nanso, na mompɛ sɛ moforo kɔ soro. Motee Awurade asɛm so atua.

27 Monwiinwii wɔ mo ntomadan mu kaa sɛ, “Awurade tan yɛn enti na ɔde yɛn firi Misraim de yɛn abɛhyɛ Amorifoɔ nsam sɛ wɔnkunkum yɛn.

28 Yɛrekɔ no sɛn? Yɛn akwansrafoɔ no amanneɛbɔ no abu yɛn aba mu. ‘Wɔka sɛ asase no so nnipa yɛ atentene ahoɔdenfoɔ sene yɛn. Wɔn nkuro yɛ akɛseɛ a afasuo a wɔatoto afa ho no kɔ ɔsorosoro. Na mpo, yɛhunuu Anakfoɔ mma no bi wɔ hɔ!’ ”

29 Na meka kyerɛɛ mo sɛ, “Monnsuro!

30 Awurade di mo anim. Ɔbɛko ama mo sɛdeɛ mohunuu no sɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no.

31 Na mohunuu nso sɛdeɛ Awurade kɔɔ so hwɛɛ mo ntoatoasoɔ wɔ ɛserɛ so ha sɛdeɛ agya hwɛ ne ba no. Afei, ɔde mo abɛduru beaeɛ ha.”

32 Nanso, deɛ ɔyɛ maa mo no nyinaa akyi no, moannye Awurade anni.

33 Ɔdii mo anim pɛɛ beaeɛ pa maa mo tenaeɛ, de ogyadum kyerɛɛ mo ɛkwan anadwo de omununkum dum kyerɛɛ mo ɛkwan awia.

34 Awurade tee sɛ morenwiinwii no, ne bo fuu yie na ɔkaa ntam sɛ,

35 “Saa awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu, onipa baako koraa nni hɔ a ɔbɛhunu asase pa a maka ho ntam sɛ mede bɛma mo agyanom

36 agye Yefune babarima Kaleb. Ɔno na ɔbɛhunu saa asase yi. Mede asase a ne nan sii so no bɛma ɔne nʼasefoɔ, ɛfiri sɛ, wadi Awurade akyi nokorɛm.”

37 Me nso, ɛsiane mo enti, Awurade bo fuu me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Wo nan rensi Bɔhyɛ Asase no so da!

38 Na mmom, wo ɔboafoɔ Nun babarima Yosua na ɔbɛdi ɔmanfoɔ no anim akɔ asase no so. Na sɛ ɔreboa ne ho akɔ hɔ a, hyɛ no nkuran.

39 Mede asase no bɛma wo mma a wɔnnim biribiara. Wo mma a wɔnnim papa nnim bɔne no. Na mosuro sɛ wɔbɛfa wɔn nnommum, nanso wɔn na mede asase no bɛma wɔn. Wɔn na wɔbɛtena asase no so.

40 Na mo deɛ, monnane mo ani nkɔ ɛserɛ so a ɛrekɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no so hɔ.”

41 Ɛnna mogye too mu sɛ “Yɛayɛ bɔne atia Awurade. Yɛbɛkɔ asase no so akɔko sɛdeɛ Awurade aka akyerɛ yɛn no.” Enti, wɔfaa wɔn akodeɛ miaeɛ. Na wɔgye di sɛ ɛhɔ sodie bɛyɛ mmerɛ ama wɔn.

42 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mma wɔnnkɔko, ɛfiri sɛ, wɔkɔ a merenni wɔn akyi. Wɔn atamfoɔ no bɛdi wɔn so.’ ”

43 Asɛm a meka kyerɛɛ mo ni, nanso moantie. Na mmom, mosɔre tiaa Awurade ahyɛdeɛ no bio nam ahomasoɔ so kɔɔ asase no so kɔkoeɛ.

44 Amorifoɔ a wɔte bepɔ no so nso sɔre baa sɛ nwowa ne mo koeɛ. Wɔtaa mo kunkumm mo firii Seir kɔduruu Horma.

45 Afei, mosane baa mo akyi bɛsuu wɔ Awurade anim, nanso wantie.

46 Enti, motenaa Kades nna bebree.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/1-750be2910ed461f0d1be35ca7116ae22.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 2

Ɛserɛ So Ananteananteɛ

1 Afei, yɛsane yɛn akyi de yɛn ani kyerɛɛ ɛserɛ so wɔ baabi a Ɛpo Kɔkɔɔ no da hɔ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Yɛnantenante faa Seir bepɔ ho nna bebree.

2 Akyire no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ,

3 “Moatwa afa saa bepɔ yi ho akyɛre yie enti monnane mo ani nkyerɛ atifi fam.

4 Hyɛ ɔman no sɛ, ‘Mobɛfa mo nuanom Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no asase so. Edomfoɔ no bɛsuro mo, nanso monhwɛ yie.

5 Monnhyɛ wɔn abufuo a ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo; mpo, baabi a mode mo nan bɛtia, ɛfiri sɛ, mede Seir bepɔ kuro ama Esau sɛ nʼatenaeɛ.

6 Aduane biara a mobɛdi ne nsuo biara a mobɛnom no, montua wɔn ho ka.’ ”

7 Awurade ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa. Wahwɛ mo so wɔ mo akwantuo wɔ ɛserɛ kakraa yi nyinaa so. Saa mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, Awurade aka mo ho na hwee ho anhia mo.

8 Yɛtwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no ho. Yɛfaa Araba subɔnhwa ɛkwan no a ɛfiri Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab ɛserɛ so ɛkwan no so.

9 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Monnha Moabfoɔ no anaa monnteetee wɔn sɛdeɛ ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo. Ɛfiri sɛ, mede Ar ama Lot asefoɔ sɛ agyapadeɛ.”

10 Kane no na Emifoɔ na wɔte hɔ. Na wɔsoso na wɔdɔɔso a wɔwoware te sɛ Anakfoɔ no.

11 Wɔn nso, na wɔyɛ abrane sɛ Anakfoɔ no ara pɛ, a na wɔfrɛ wɔn Refaimfoɔ, nanso Moabfoɔ deɛ, na wɔfrɛ wɔn Emifoɔ.

12 Kane no na Horifoɔ na wɔte Seir, nanso Esau asefoɔ tuu wɔn firii hɔ. Wɔsɛee Horifoɔ no tenaa wɔn ananmu sɛdeɛ Israel yɛɛ wɔ asase a Awurade de maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ no so no pɛpɛɛpɛ.

13 Awurade kaa sɛ, “Afei, sɔre na kɔtwa asuwa Sered no.” Na yɛkɔtwaa asuwa Sered.

14 Na nna dodoɔ a yɛde nante firi Kades-Barnea bɛsii sɛ yɛtwaa asuwa Sered no yɛ mfirinhyia aduasa nwɔtwe. Saa ɛberɛ no, na mmarima a wɔanyinyini yie a wɔbɛtumi akɔ ɔko no nyinaa awuwu wɔ ɛserɛ no so sɛdeɛ Awurade kaeɛ no.

15 Na Awurade nsa tiaa wɔn ara kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛwuwuu wɔ wɔn atenaeɛ hɔ.

16 Akofoɔ no nyinaa wuwu firii nnipa no mu pɛ,

17 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ,

18 “Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ wofa Ar kɔsi Moab mantam mu.

19 Na sɛ woduru Amonfoɔ mu a, nha wɔn anaa nhyɛ wɔn ahometeɛ a ɛde wɔn bɛkɔ ɔko mu, ɛfiri sɛ, meremma mo Amorifoɔ nsase no bi. Mede ama Lot asefoɔ sɛ agyapadeɛ.”

20 Saa beaeɛ hɔ na abrane akɛseɛ a na Amonfoɔ frɛ wɔn Samsumin no na wɔte kane no.

21 Na wɔyɛ nnipa ahoɔdenfoɔ a wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfoɔ no. Na Awurade sɛee Samsumifoɔ no wɔ Amonfoɔ anim ma wɔtuu wɔn tenaa wɔn anan mu.

22 Saa ara na Awurade sɛee Horifoɔ wɔ Esau asefoɔ a na wɔte Seir no anim ma wɔtuu wɔn, tenaa wɔn anan mu de bɛsi ɛnnɛ yi.

23 Na Awifoɔ nso a wɔtenaa nkuraa nkuraa hwete kɔduruu Gasa no nso, Kaftorfoɔ a wɔfiri Kaftor bɛsɛee wɔn, tenaa wɔn anan mu.

Wɔdi Amorihene Sihon So

24 “Sɔre kɔtwa Arnon subonhwa. Mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne nʼasase ahyɛ wo nsa. Kɔto hyɛ ne so, na monko, na fa nʼasase no.

25 Ɛfiri ɛnnɛ yi ara, mede mo ho suro ne hu bɛhyɛ aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa mu. Wɔbɛte mo ho nsɛm na wɔn ho bɛpopo na mo enti, wɔanya adwenemhaw.”

26 Metuu abɔfoɔ firii Kedemot ɛserɛ so kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn asomdwoeɛ so kɔka kyerɛɛ no sɛ,

27 “Ma yɛntwam wʼasase so ha. Yɛbɛfa ɛkwan tempɔn mu a yɛremmane mfa benkum anaa nifa so baabiara.

28 Tɔn aduane ma yɛnni na tɔn nsuo nso ma yɛnnom. Deɛ yɛrehwehwɛ ara ne ɛkwan a wobɛma yɛn ama yɛatwam wɔ wʼasase so,

29 sɛdeɛ Esau asefoɔ a na wɔte Seir ne Moabfoɔ a na wɔte Ar yɛɛ yɛn no. Ma yɛntwam nkɔsi sɛ yɛbɛtwam Yordan akɔsi asase a Awurade de ama yɛn no so.”

30 Nanso, Hesbonhene Sihon amma yɛamfa nʼasase so antwam. Ɛfiri sɛ, Awurade yɛɛ ne honhom sisirii, pirim nʼakoma sɛdeɛ ɔnam so de no bɛhyɛ wo nsam nam so adi wɔn so nkonim sɛdeɛ wayɛ no ɛnnɛ yi.

31 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mafiti aseɛ de Sihon ne ne ɔman ahyɛ wo nsam. Afei, fiti aseɛ na di wɔn so, na fa nʼasase no.”

32 Ɛberɛ a Sihon ne ne dɔm bɛhyiaa yɛn ɔko so wɔ Yahas no,

33 Awurade de no maa yɛn ma yɛdii ɔno, ne ne manfoɔ nyinaa so.

34 Na yɛfaa ne nkuro nyinaa saa ɛberɛ no sɛee ne mmarima, mmaa ne mmɔfra a wɔwɔ kuropɔn biara mu a yɛannya obiara,

35 gye afieboa nko na yɛfomm wɔn faeɛ, ɛnna nkuro a yɛfaeɛ no mu asadeɛ.

36 Ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subɔnhwa ano ne kuro a ɛda subɔnhwa no mu no so de kɔsi Gilead no, kuro biara nni hɔ a na ɛsodie yɛ den ma yɛn; Awurade de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa.

37 Nanso, yɛammɛn Amorifoɔ a na wɔwɔ Asubɔnten Yabok ho ne mmepɔ no so nkuro no baabiara a Awurade yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnnkɔ no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/2-0847d8af791254c4288b13a8474aac4b.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 3

Basanhene Og So Nkonimdie

1 Afei, yɛde yɛn ani kyerɛɛ Basan ɛkwan so. Basanhene Og ne nʼasraadɔm firi bɛhyiaa yɛn wɔ Edrei ne yɛn koeɛ.

2 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuro no, ɛfiri sɛ, mede ɔno ne nʼakodɔm ne nʼasase nyinaa ahyɛ wo nsa. Asɛm a ɛtoo Amorifoɔhene Sihon wɔ Hesbon no, saa asɛm korɔ no ara bi na ɛbɛto no.”

3 Enti, Awurade, yɛn Onyankopɔn, sane de Basanhene Og ne nʼakodɔm nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. Yɛbɔɔ wɔn guiɛ a anka wɔn mu baako koraa.

4 Saa ɛberɛ no, yɛfaa wɔn nkuropɔn nyinaa. Nkuropɔn aduosia no mu baako koraa nni hɔ a yɛannye amfiri wɔn nsam. Argob mantam a ɛyɛ Og ahenkuro wɔ Basan nyinaa ka ho.

5 Saa nkuropɔn yi nyinaa, na wɔato afasuo atentene afa ho de nnadeɛ apono atoto ano. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, yɛfaa nkuraa a na wɔntoo afasuo mfaa ho bebree.

6 Yɛsɛee Basan kuropɔn no korakora sɛdeɛ yɛsɛee Hesbonhene Sihon no. Yɛsɛee nkuro no ne emu mmarima, mmaa ne mmɔfra nyinaa pasapasa.

7 Nanso, afieboa nyinaa ne nkuro no mu asadeɛ deɛ, yɛfom faeɛ.

8 Amorifoɔ ahemfo baanu nsase a na ɛdeda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam no nyinaa, yɛfaeɛ—nsase a ɛfiri Arnon subɔnhwa kɔsi bepɔ Hermon so nyinaa.

9 Sidonfoɔ frɛ no Hermon Sirion ɛnna Amorifoɔ frɛ no Senir.

10 Yɛadi nkuropɔn a ɛwɔ bepɔ no apampam no nyinaa so a Gilead ne Basan ka ho de kɔsi nkuro a ɛwɔ Saleka ne Edrei, a na ɛyɛ Og ahemman wɔ Basan no nso ka ho bi.

11 Abrane no deɛ, Basanhene Og nko na na waka. Ne dadeɛ mpa tenten boro anammɔn dumiɛnsa ɛnna ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia. Ɛda so wɔ Amonfoɔ kuropɔn Raba mu seesei ara.

Nsase No Mu Kyekyɛ Wɔ Yordan Apueeɛ Fam

12 Yɛfaa asase no, mede asase no fa a ɛda firi Aroer Arnon subɔnhwa mu ne Gilead bepɔ fa ne ne nkuro no maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ.

13 Afei, mede asase no nkaeɛ a ɛyɛ Gilead ne Basan nyinaa a ɛyɛ na anka ɛyɛ Og ahemman no maa Manase abusua fa no. Saa Basan no nyinaa na wɔfrɛ no abrane asase.

14 Manase abusua ɔkannifoɔ Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so. Ɔde ne din too asase no frɛɛ hɔ Hawot-Yair de bɛsi ɛnnɛ.

15 Mede Gilead maa Makir,

16 Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no, memaa wɔn asase bi a ɛfiri Gilead fa bi, kɔsi Arnon subɔnhwa ho, de kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛyɛ Amonfoɔ hyeɛ no so.

17 Atɔeɛ hyeɛ no firi Asubɔnten Yordan a ɛda Araba a ɛfiri Kineret kɔsi Nkyene Ɛpo a ɛda Pisga bepɔ ayaase no.

18 Na mehyɛɛ mo saa ɛberɛ no sɛ, “Awurade mo Onyankopɔn de asase yi ama mo sɛ momfa. Nanso mo mmarima akofoɔ nyinaa nhyɛ akodeɛ nni mo nuanom Israelfoɔ anim ntwa Yordan.

19 Mo yerenom, mo mma ne mo afieboa bebrebe no deɛ, monnya wɔn wɔ mo akyi wɔ nkuro a mede ama mo no so.

20 Sɛ Awurade bɔ Israelfoɔ a wɔaka no ho ban na wɔtena asase a Awurade de ama wɔn a ɛtwam Asubɔnten Yordan no so a, afei motumi sane mo akyi ba asase a mede ama mo no so.”

Wɔamma Mose Ankɔ Asase No So

21 Saa ɛberɛ no, meka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Woahunu deɛ Awurade wo Onyankopɔn ayɛ saa ahemfo baanu yi. Saa ara na ɔbɛyɛ ahemman a ɛwɔ Yordan atɔeɛ fam no nyinaa.

22 Nsuro aman a wɔwɔ hɔ no na Awurade bɛko ama wo.”

23 Saa ɛberɛ no, mesrɛɛ Awurade sɛ,

24 “Ao Otumfoɔ Awurade, meyɛ wʼakoa. Afei, na worekyerɛ me wo kɛseyɛ ne wo tumi. Onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a ɔbɛtumi ayɛ mmaninneɛ te sɛ wo?

25 Mesrɛ wo, ma me ntwa Yordan nkɔhwɛ asase nwanwa a ɛda ɛfa hɔ, ɔman fɛfɛ no ne Lebanon mmepɔ no.”

26 Nanso ɛsiane mo enti, Awurade bo fuu me. Na wantie me. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ “Ɛyɛ, nka saa asɛm yi ho hwee bio nkyerɛ me.

27 Foro kɔ Pisga na hwɛ atɔeɛ ne atifi ne anafoɔ ne apueeɛ. Esiane sɛ, worentwa Yordan no enti, wʼankasa fa wʼani hwɛ asase no.

28 Nanso, tu Yosua na bɔ nʼaba so, na hyɛ no den na ɔno na ɔbɛdi saa nnipa yi anim atwa na wama wɔadi asase a wʼani tua yi so.”

29 Ɛno enti, yɛtenaa subɔnhwa a ɛbɛn Bet-Peor.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/3-e4301cc5e5b4446cc959b8791ff578f9.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 4

Ɔsetie Ho Afotuo

1 Afei, Israel montie mmara ne nhyehyɛeɛ a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi yie. Monni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a Awurade mo agyanom Onyankopɔn de rema mo no so na moatena hɔ.

2 Mommfa bi nka ho, na monnyi biribiara nso mfiri mmara a Awurade mo Onyankopɔn de ama me sɛ memfa mma mo no mu, na mmom monni so.

3 Mode mo ani hunuu deɛ Awurade yɛɛ mo wɔ Baal-peor no. Ɔsɛee nnipa pii a na wɔsom abosom no.

4 Nanso, wɔn a na wɔdi Awurade mo Onyankopɔn nokorɛ nyinaa da so te ase bɛsi ɛnnɛ.

5 Sɛ moduru asase a mobɛtena so no so a, yeinom ne mmara a ɛsɛ sɛ modi so. Ɛfiri Awurade, yɛn Onyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me sɛ memfa mma mo.

6 Sɛ modi so a, ɛbɛma mo agye nim wɔ adwene ne nyansa mu. Na sɛ aman a wɔatwa mo ho ahyia no te saa mmara yi a, wɔbɛteam sɛ, “Ɔman bɛn na wɔwɔ nyansa ne adwene sɛ Israel!”

7 Ɔman kɛseɛ bɛn na ɛwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, a yɛfrɛ no a ɔgye yɛn so yi?

8 Na ɔman bɛn na ɛwɔ edin sei a ɛwɔ mmara pa te sɛ saa mmara yi a mede rema mo ɛnnɛ yi?

9 Monhwɛ yie! Monhwɛ yie pa ara na mo werɛ amfiri deɛ moahunu sɛ Awurade yɛ ma mo. Sɛ mote ase yi, mommma saa nsɛm yi mfiri mo adwene mu da! Na monhwɛ nso sɛ mo mma ne mo nananom nso bɛte.

10 Ka kyerɛ wɔn, ne titire no, ɛda a mokɔgyinaa Awurade mo Onyankopɔn anim wɔ bepɔ Horeb a ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Frɛ ɔmanfoɔ no wɔ mʼanim na mɛkyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ no. Sɛ ɛba saa a, wɔbɛsua sɛdeɛ wɔbɛdi me ni berɛ dodoɔ a wɔte ase no, na ɛnam so ma wɔatumi akyerɛ wɔn mma mmara no.”

11 Mobɛgyina bɛnee bepɔ no ayaase ɛberɛ a na bepɔ no rehye no. Egyaframa no tu kɔɔ soro a omununkum ne esum kabii aduru no.

12 Na Awurade kasa faa ogya no mu kyerɛɛ mo. Motee nsɛm no, nanso moanhunu no. Ɛnne kɛkɛ na ɛbaeɛ.

13 Ɔdaa nʼapam a ɔkyerɛɛ mo sɛ monni so no adi; mmaransɛm edu a ɔtwerɛɛ guu aboɔ ɛpono mmienu so no.

14 Saa ɛberɛ no na Awurade hyɛɛ me sɛ memfa mmara a ɛsɛ sɛ modi so wɔ asase a morebɛhyɛne so akɔtena so no mma mo.

Ahonisom Ho Kɔkɔbɔ

15 Monhwɛ yie! Ɛberɛ a Awurade kasa faa ogya mu kyerɛɛ mo firi bepɔ Horeb so no, moanhunu no.

16 Ɛno enti, Monnnaadaa mo ho nyɛ mfoni hunu bi wɔ mo tirim sɛ ɔyɛ ɔbaa anaa ɔbarima,

17 aboa anaa anomaa,

18 aboa a ɔwea fam anaa nsuomnam.

19 Na sɛ mohwɛ ewiem na mohunu owia, ɔsrane ne nsoromma a, mma wɔnntwetwe mo nkɔsom wɔn. Awurade, mo Onyankopɔn, yɛɛ saa ewiem abɔdeɛ yi maa nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.

20 Na mo deɛ, Awurade yii mo firii dadeɛ fononoo mu wɔ Misraim sɛ mommɛyɛ nʼadedifoɔ sɛdeɛ mote ɛnnɛ yi.

21 Mo enti, Awurade bo fuu me yie. Ɔkaa ntam sɛ, merentwa Asubɔnten Yordan nkɔ asase pa a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapadeɛ sononko no so da.

22 Ɛwom sɛ mobɛtwa Yordan akɔtena hɔ asase no so, na me deɛ, mɛwu wɔ asuo no fa ha.

23 Enti, monhwɛ yie na moammu apam a Awurade, mo Onyankopɔn, ne mo ayɛ no so. Sɛ moyɛ abosom sɛso biara a mo Awurade mo Onyankopɔn abra mo no a, na ɛkyerɛ sɛ, moabu apam no so.

24 Awurade, mo Onyankopɔn, yɛ Onyame ninkunfoɔ ne ogya a ɔhye adeɛ Onyankopɔn.

25 Moawowo mma ne mmanana akyi, na moatena asase no so akyɛre no, sɛ bɔne fa mo na moyɛ ohoni bi nam so yɛ bɔne wɔ Awurade mo Onyankopɔn ani so nam so hyɛ no Abufuo a,

26 mefrɛ ɔsoro ne fam sɛ mʼadansefoɔ de tia mo saa ɛda yi sɛ, ntɛm so, mobɛhye afiri asase a moretwam wɔ so akɔ Yordan akɔfa no so. Morentena hɔ nkyɛ na wɔasɛe mo pasapasa.

27 Na Awurade bɛbɔ mo apansam aman mu a mo mu kakra bi na wɔbɛtena ase.

28 Ɛhɔ a ɛyɛ ahɔhosase no so na mobɛsom ahoni a wɔde nnua ne aboɔ na ayɛ, anyame a wɔnhunu adeɛ na wɔnte asɛm na wɔnnidi nte hwa no.

29 Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ Awurade mo Onyankopɔn. Na sɛ mode mo akoma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mobɛhunu no.

30 Sɛ ɔhaw bi to mo na yeinom nyinaa ba mo so a, akyire no, mobɛsane akɔ Awurade mo Onyankopɔn nkyɛn na moayɛ ɔsetie ama no.

31 Ɛfiri sɛ, mo Awurade mo Onyankopɔn no yɛ mmɔborɔhunu Onyankopɔn. Ɔrennya mo na ɔrensɛe mo anaa ne werɛ remfiri apam a ɔne mo agyanom pameeɛ a ɔkaa ntam sii so no.

Onyankopɔn Yɛ Baako

32 Hwehwɛ abakɔsɛm mu firi ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ asase so bɛsi ɛnnɛ yi. Afei, hwehwɛ firi ɔsoro ano kɔsi ɔsoro ano. Hwɛ sɛ biribi kɛseɛ a ɛte sɛ yei asi pɛn anaasɛ woate biribi saa pɛn?

33 Ɔman bi ate Onyankopɔn nne sɛ ɔrekasa afiri ogya mu sɛdeɛ moteeɛ na wɔda so te ase yi anaa?

34 Onyame foforɔ bi nam ɔgye a ɔnam amanehunu, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa, ɔko, tumidie ne ahodwiredeɛ so agye ɔman bi afiri ɔman foforɔ bi nsam afa sɛ ne dea anaa? Nanso, saa na Awurade, mo Onyankopɔn, yɛ maa mo wɔ Misraim a mo ani hunuiɛ.

35 Ɔdaa yeinom nyinaa adi kyerɛɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a nʼakyi obi nni hɔ.

36 Ɔmaa motee ne nne firi soro nam so tenetenee mo so. Ɔmaa mohunuu ne ogya fadum wɔ asase so, ɛnna motee ne nne firii ogya no mfimfini.

37 Esiane sɛ na ɔpɛ mo agyanom asɛm, na ɔpɛɛ sɛ ɔhyira wɔn asefoɔ enti na ɔno ara nam ne tumi kɛseɛ so yii mo firii Misraim no.

38 Ɔpamoo saa aman yi a na wɔn ho yɛ den sene mo wɔ mo anim sɛdeɛ mobɛba wɔn asase so abɛdi so sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.

39 Enti, monkae na momma no ntim mo akoma mu: Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so, na onyame bi nka ne ho bio!

40 Sɛ moyɛ ɔsetie ma mmara no ne ahyɛdeɛ no a mede bɛma mo ɛnnɛ no a, ɛbɛsi mo ne mo mma yie. Mobɛnyini akyɛre wɔ asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo afebɔɔ no so.

Apueeɛ Fam Dwanekɔbea Nkuropɔn

41 Afei, Mose yii nkuropɔn mmiɛnsa bi wɔ Yordan apueeɛ fam

42 a, sɛ ɛba sɛ obi akum obi a wanhyɛ da na ɔnni onipa ko no ho menasepɔ bi a, ɔtumi dwane kɔ hɔ kɔbɔ ne ho adwaa.

43 Ɔyii Beser a ɛda ɛserɛ ne asase tata so no maa Rubenfoɔ. Ɔde Ramot a ɛwɔ Gilead no maa Gadfoɔ ɛnna ɔde Golan a ɛwɔ Basan no nso maa Manase abusuakuo.

Wɔda Mmara No Adi

44 Yeinom ne mmara a Mose de maa Israelfoɔ no.

45 Israelfoɔ no firii Misraim no, yeinom ne akwankyerɛ, mmara ne ahyɛdeɛ a Mose de maa wɔn

46 ɛberɛ a wɔduruu bɔnhwa a ɛbɛn Bet-Peor a ɛda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam. Kane no, na Amorifoɔ na wɔte asase yi so ɛberɛ a wɔn ɔhene Sihon a ɔfiri Hesbon di adeɛ. Mose ne Israelfoɔ firi Misraim ɛreba no, wɔsɛe ɔhene yi ne nkurɔfoɔ.

47 Wɔfaa nʼasase no sane faa Basanhene Og asase nso kaa ho. Saa ahemfo baanu yi na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo a wɔte Yordan apueeɛ.

48 Saa asase yi na ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subɔnhwa ano kɔsi Sion bepɔ, a wɔfrɛ no Hermon no ho.

49 Israelfoɔ no sane faa nsaase a ɛfiri Araba ɛpo no ano kɔsi bepɔ Pisga ase.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/4-4feaa9ac5c68a651d6c68ac4ee115f8e.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 5

Mmaransɛm Edu No

1 Mose frɛɛ Israelfoɔ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Montie mmara ne ahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ no yie. Monsua na monni so.

2 Ɛberɛ a yɛwɔ Horeb no, Awurade yɛn Onyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam bi.

3 Ɛnyɛ yɛn agyanom na Awurade ne wɔn yɛɛ apam tete no, na mmom, ɔne yɛn a yɛte ase ɛnnɛ yi na ɛyɛeɛ.

4 Awurade ne mo kasaa animuanimu firi ogyaframa no mu.

5 Megyinaa mo ne Awurade ntam, ɛfiri sɛ, na mosuro ogya no enti, moamforo bepɔ no. Ɔkasa kyerɛɛ me na me nso mekaa nsɛm a ɔkaeɛ no kyerɛɛ mo.

Nsɛm a ɔkaeɛ no nie:

6 “Mene Awurade mo Onyankopɔn a meyii mo firii nkoasom wɔ Misraim no.

7 “Monnsom onyame foforɔ biara nka me ho.

8 Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ adeɛ a ɛwɔ ewiem, anaa deɛ ɛwɔ asase so, anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu, anaa deɛ ɛwɔ asase ase.

9 Monnkoto ohoni biara nsom no ɛkwan biara so, na me, Awurade mo Onyankopɔn, meyɛ ninkunfoɔ. Na me ne onyame foforɔ bi nkyɛ mo dɔ a modɔ me no. Na sɛ nnipa bi bɔne a wayɛ enti metwe wɔn aso a, metwe wɔn aso kɔsi wɔn awontoatoasoɔ a wɔtan me no nyinaa so.

10 Na medɔ awoɔ ntoatoasoɔ mpem a wɔdɔ me na wɔdi mʼahyɛdeɛ so.

11 Mommmɔ Awurade Onyankopɔn din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, ɔbɛbu mo fɔ.

12 Monkae homeda na monni no sɛ ɛda kronkron, sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.

13 Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa,

14 na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma Awurade Onyankopɔn. Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmammarima, mo mmabaa anaa mo asomfoɔ anaa mo anantwie ne mo afunumu anaa mo ahɔhoɔ yɛ adwuma biara.

15 Monkae sɛ berɛ bi a atwam no na moyɛ nkoa wɔ Misraim, na Awurade, mo Onyankopɔn, nam anwanwa tumi ne tumi nnwuma so na ɔyii mo firii hɔ. Ɛno enti na Awurade mo Onyankopɔn hyɛ mo sɛ monni homeda no.

16 Di wʼagya ne wo maame ni sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn, hyɛ mo no. Na ɛbɛma wo nkwa nna aware wɔ asase a Awurade wo Onyankopɔn de bɛma wo no so.

17 Nni awu.

18 Nsɛe awadeɛ.

19 Mmɔ korɔno

20 Nni wo yɔnko ho adansekurumu

21 Mma wʼani mmere wo yɔnko yere. Mma wʼani mmere wo yɔnko fie anaa nʼasase anaa nʼakoa anaa nʼafenawa, ne nʼanantwie, nʼafunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.”

22 Awurade de nne kɛseɛ a ɛfiri ogyaframa no mu ka kyerɛɛ mo firii omununkum a esum kabii atwa ho ahyia mu. Nsɛm a ɔkaeɛ ara ni na ɔtwerɛɛ ne nsɛm no guu aboɔ ɛpono mmienu so na ɔde maa me.

23 Motee nne no firii esum mu ɛberɛ a bepɔ no ogya redɛre framfram no, mmusuakuo mu ntuanofoɔ no nyinaa baa me nkyɛn.

24 Wɔkaa sɛ, “Awurade yɛn Onyankopɔn, akyerɛ yɛn nʼanimuonyam ne ne tumi na yɛate ne nne afiri ogya mu. Ɛnnɛ, yɛahunu sɛ, sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa koraa a, onipa tumi tena ase.

25 Na afei, adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwuwu? Sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, kasa kyerɛ yɛn bio a, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ yɛbɛwuwu na ogya no ahye yɛn pasaa.

26 Enti, ɔkra teasefoɔ bɛtumi ate Onyankopɔn teasefoɔ no nne afiri ogyaframa no mu na watena ase anaa?

27 Wo, kɔ na kɔtie deɛ Awurade yɛn Onyankopɔn no ka. Na afei, bra na bɛka biribiara a ɔka kyerɛɛ wo no kyerɛ yɛn, na yɛbɛtie na yɛadi so.”

28 Awurade tee mo nne ɛberɛ a mokasa kyerɛɛ me no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mate nsɛm a nnipa ka kyerɛɛ wo no. Nsɛm a wɔkaaeɛ no nyinaa yɛ.

29 Ao, sɛ daa wɔbɛnya akoma sɛdeɛ ɛbɛma wɔasuro me na wɔadi mʼahyɛdeɛ nyinaa so a, anka ɛbɛyɛ ama wɔn ne wɔn asefoɔ nyinaa afebɔɔ.

30 “Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ, wɔnsane mmra wɔn ntomadan mu.

31 Nanso, wo deɛ, wo ne me ntena ha sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛtumi de me nhyɛ ne me mmara ama wo. Wobɛkyerɛkyerɛ nnipa no sɛdeɛ wɔbɛtie wɔ asase a mede rema wɔn no so sɛ wɔn agyapadeɛ.”

32 Enti, Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Monyɛ ɔsetie mma Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ nyinaa, na monni ne nkyerɛkyerɛ so pɛpɛɛpɛ.

33 Akwan a Awurade mo Onyankopɔn ahyɛ mo sɛ monnante so no so, monnante so. Na moatena ase nna tenten na asi mo yie wɔ asase a morebɛkɔ akɔtena so no so.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/5-1f50a8855b11030d2ff9f4e90375d6a5.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 6

Dɔ Awurade Wo Onyankopɔn

1 Yeinom ne ahyɛdeɛ, mmara ne nhyehyɛeɛ a Awurade mo Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ mo na monni so wɔ asase a moretwa Yordan akɔtena so no,

2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo, mo mma ne wɔn mma bɛsuro Awurade mo Onyankopɔn mmerɛ dodoɔ a mote ase. Sɛ modi ne mmara ne nʼahyɛdeɛ nyinaa so a, mo nkwa nna bɛware.

3 Montie, Ao Israel, na monhwɛ yie nni so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛsi mo yie na mo ase atrɛ yie wɔ asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo ho bɔ no.

4 Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ Awurade koro.

5 Dɔ Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma mu nyinaa ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu.

6 Momma saa mmaransɛm a mede rema wo ɛnnɛ yi ntena mo akoma mu.

7 Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn.

8 Monkyekyere no sɛ agyinahyɛdeɛ mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotire.

9 Montwerɛ ngu mo fie aponnwa ne mo aboboanopono ho.

10 Ɛrenkyɛre biara, Awurade mo Onyankopɔn de mo bɛba asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no. Ɛyɛ asase a animuonyam nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ ahyɛ so ma.

11 Wɔde nneɛma pa a ɛnyɛ mo na moyɛeɛ bɛhyɛ no ma. Mobɛto nsuo afiri abura a ɛnyɛ mo na motuiɛ mu, na mobɛdidi afiri turo a ɛnyɛ mo na moyɛeɛ mu ne ngo nnua a ɛnyɛ mo na moduaeɛ. Sɛ modidi mee wɔ saa asase yi so wie a,

12 monhwɛ yie na mo werɛ amfiri Awurade a ɔgyee mo firii nkoasom mu Misraim asase so no.

13 Ɛsɛ sɛ mosuro Awurade, mo Onyankopɔn, na mosom ɔno nko ara. Ne din nko ara na momfa nka ntam.

14 Monnni anyame foforɔ akyi—anyame a wɔyɛ nnipa a wɔatwa mo ho ahyia no dea;

15 na Awurade mo Onyankopɔn a ɔwɔ mo ntam no yɛ Onyankopɔn ninkunfoɔ a nʼabufuhyeɛ no bɛhye mo na ɔbɛsɛe mo afiri asase so.

16 Monnsɔ Awurade, mo Onyankopɔn, nhwɛ sɛdeɛ moyɛeɛ ɛberɛ a na mowɔ Masa no.

17 Ɛsɛ sɛ modi Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ so pɛpɛɛpɛ—monni mmara no mu nsɛm nyinaa so sɛdeɛ ɔde ama mo no.

18 Monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ wɔ Awurade ani so na biribiara awie mo yie. Na moakɔ akɔtena asase pa a Awurade hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ mo agyanom no.

19 Mobɛpam atamfoɔ a wɔte mo asase no so nyinaa sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ mo sɛ ɔbɛyɛ no.

20 Daakye bi, mo mma bɛbisa mo sɛ, “Saa mmara ne nʼahyɛdeɛ a Awurade, yɛn Onyankopɔn de ama yɛn yi aseɛ ne sɛn?”

21 Monka nkyerɛ wɔn sɛ “Na yɛyɛ Farao nkoa wɔ Misraim, nanso Awurade nam anwanwatumi so yii yɛn firii Misraim.

22 Yɛhunuu Awurade nsɛnkyerɛnneɛ nnwuma a ɔyɛ tiaa Misraim, Farao ne ne nkurɔfoɔ nyinaa.

23 Ɔyii yɛn firii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi de asase a wahyɛ yɛn agyanom ho bɔ no ama yɛn.

24 Na Awurade yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnni mmara no nyinaa so na yɛmfa obuo ne anidie mma no sɛdeɛ ɛbɛma daakye asi yɛn yie sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.

25 Ɛfiri sɛ, sɛ yɛdi mmara no nyinaa a Awurade, yɛn Onyankopɔn, de ama yɛn no so a, ɛbɛma yɛayɛ ateneneefoɔ.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/6-99476e1f4296ea3d540f37c2bf7db3b7.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 7

Wɔpam Amanaman No

1 Sɛ Awurade mo Onyankopɔn de mo ba asase a morebɛkɔ akɔtena so no so a, ɔbɛpam amanaman pii a wɔwɔ mo anim no a wɔyɛ Hetifoɔ, Girgasifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom yɛ aman nson a wɔsoso na wɔyɛ den sen mo.

2 Sɛ Awurade mo Onyankopɔn de saa aman yi hyɛ mo nsa na modi wɔn so a, monsɛe wɔn pasapasa. Mo ne wɔn nnhyehyɛ apam biara na monnhunu wɔn mmɔbɔ.

3 Mo ne wɔn nni awadeɛ na mommma mo mmammaa ne mo mmammarima nnware wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa.

4 Ɛfiri sɛ, wɔakɔsom wɔn anyame foforɔ. Na Awurade abufuo bɛhuru atia mo na wasɛe mo.

5 Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ wɔn ne sɛ, mommubu wɔn afɔrebukyia na monnwiri wɔn abosom adum no ngu. Montwitwa wɔn abosompɔ ngu na monhye wɔn ahoni.

6 Na moyɛ nnipa kronkron a moyɛ Awurade mo Onyankopɔn dea. Nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa, mo na Awurade mo Onyankopɔn ayi mo sɛ nʼagyapadeɛ sononko.

7 Ɛnyɛ sɛ modɔɔso sene nnipa a aka no enti na Awurade anya mo ho dɔ no, na mo na mosua koraa wɔ nnipa no nyinaa mu.

8 Na mmom, ɛyɛ Awurade dɔ a ɔdɔ mo, ne ne ntam a ɔdii so no: ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no bɛyi mo afiri nkoasom asase so ne Misraimhene Farao tumi ase no.

9 Monhunu sɛ Awurade mo Onyankopɔn yɛ Onyankopɔn; ɔyɛ nokorɛ Onyankopɔn a ɔdi ne dɔ apam so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem a wɔdɔ no na wɔdi nʼahyɛdeɛ so.

10 Nanso, ɔntwentwɛn na ɔsɛe. Ɔtwe wɔn a wɔmpɛ nʼasɛm aso, sɛe wɔn.

11 Ɛno enti, monni ahyɛdeɛ ne mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi nyinaa so.

12 Sɛ motie mmara yi na modi ne nyinaa so nokorɛm a, Awurade, mo Onyankopɔn, nso bɛdi nʼapam a ɔfiri ne nokorɛ dɔ mu ne mo agyanom pameeɛ no so.

13 Ɔbɛdɔ mo na wahyira mo na wayɛ mo ɔman kɛseɛ. Ɔbɛma mo awo mma bebree na wama mo asase adɔre na mo nyɛmmoa ase ayɛ bebree. Sɛ moduru asase a ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so a, mobɛnya aburoo, nsã, ngo, anantwie, nnwan ne mpɔnkye bebree.

14 Wɔbɛhyira mo aboro aman a wɔwɔ asase so nyinaa so. Mo mmarima renyɛ saadwe, na mo mmaa nso renyɛ abonini, na mo nyɛmmoa nso bɛwowo.

15 Na Awurade bɛbɔ mo ho ban afiri yadeɛ nyinaa ho. Ɔremma owuyadeɛ a ebi bɔɔ mo wɔ Misraim no bi mmɔ mo, na ɔde saa yadeɛ no nyinaa bɛma mo atamfoɔ.

16 Monsɛe aman a Awurade mo Onyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa no nyinaa. Monnhunu wɔn mmɔbɔ na monnsom wɔn anyame. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛsum mo afidie.

17 Mobɛbisa mo ho sɛ, “Na sɛ saa aman yi yɛ den kyɛn yɛn a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi apamo wɔn?”

18 Nanso, monnsuro wɔn. Monkae adeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, de yɛɛ Farao ne ne manfoɔ nyinaa wɔ Misraim.

19 Mode mo ankasa mo ani hunuu amanehunu, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ hu ne anwanwasɛm a ɛbaa wɔn so. Mohunuu tumi nsa ne abasa a wɔatrɛ mu a Awurade, mo Onyankopɔn, nam so yii mo firii hɔ no. Nnipa a mosuro wɔn seesei no, Awurade Onyankopɔn de wɔn bɛfa saa ɛkwan korɔ no ara so.

20 Ɛno akyi, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛma mmɔborɔ abɛpam kakra a aka no afiri wɔn atɛeɛ mu kɔsi sɛ wɔn ase bɛhye.

21 Monnsuro saa aman no, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, a ɔso na ne ho yɛ nwanwa no wɔ mo afa.

22 Nkakrankakra, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman no adi mo anim ɛkan. Ɔrenyi wɔn nyinaa mfiri hɔ prɛko pɛ; anyɛ saa a, nkekaboa no ase bɛdɔre ntɛm na wɔaba mo so.

23 Nanso, Awurade, mo Onyankopɔn de wɔn bɛhyɛ mo nsa, na ɔbɛma wɔn adwene ayɛ basabasa kɔsi sɛ ɔbɛsɛe wɔn.

24 Ɔde wɔn ahemfo bɛhyɛ mo nsa na mobɛpepa wɔn din afiri ɔsoro ase. Obiara rentumi nsɔre ntia mo; mobɛsɛe wɔn.

25 Wɔn anyame ahoni no, momfa ogya nhye wɔn. Mommma mo ani mmere ɛso dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no, na mommfa nto mo ho na anyɛ afidie anyi mo, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ.

26 Mommfa akyiwadeɛ biara mma mo fie, na moankɔyɛ nnome sɛ saa nneɛma no, na amma wɔansɛe mo. Ɛsɛ sɛ mokyi saa nneɛma no korakora, ɛfiri sɛ, ɛyɛ abusudeɛ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/7-ab58f45ac398e5060cf013aef853183a.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 8

Mma Wo Werɛ Mfiri Awurade

1 Monhwɛ yie na monni mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛtena ase na moadɔɔso na moakɔ asase a Awurade kaa ntam de hyɛɛ mo agyanom bɔ no na moatena so.

2 Monkae sɛdeɛ Awurade mo Onyankopɔn dii mo anim faa ɛserɛ so mfeɛ aduanan, nam so brɛɛ mo ase de sɔɔ mo suban hwɛeɛ sɛ mobɛdi ne mmara so anaasɛ morenni so no.

3 Nokorɛm, ɔmaa ɛkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase, ɛnna ɔmaa mo mana, aduane a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Awurade asɛm.

4 Mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, mo ntadeɛ antete, na mo nan ammɔ mpumpunnya na anhonhono nso.

5 Enti, deɛ ɛsɛ sɛ mohunu ne sɛ, sɛdeɛ ɔbaatan tea ne ba no, saa ara nso na Awurade mo Onyankopɔn tea mo de boa mo.

6 Monni Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ so na monnante nʼakwan so na momfa anidie mma no.

7 Ɛfiri sɛ, mo Awurade de mo rekɔ asase pa so—asase a asutene, mmura ne nsutire resene wɔ bɔnhwa ne mmepɔ mu;

8 asase a atokoɔ, ayuo, bobe, borɔdɔma, ateaa, ngo dua ne ɛwoɔ wɔ so.

9 Ɛyɛ asase a aduane abu wɔ so a biribiara wɔ so; ɛyɛ asase a fagudeɛ dadeɛ abu so te sɛ aboɔ, na sumpii nso nyɛ na wɔ ne mmepɔ mu.

10 Sɛ modidi mee a, monhyira Awurade mo Onyankopɔn wɔ asase pa a ɔde ama mo no enti.

11 Nanso, monhwɛ yie na mo werɛ amfiri Awurade mo Onyankopɔn a morenni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ a merehyɛ mo ɛnnɛ yi so.

12 Anyɛ saa a, sɛ modidi na momee na mosisi mo afie fɛfɛ, na mokɔtena mu

13 na mo anantwie ne nnwan ase dɔre, na monya dwetɛ ne sika pii, na mo agyapadeɛ nyinaa dɔɔso

14 a, saa ɛberɛ no na ɛsɛ sɛ mohwɛ yie. Monnyɛ ahomasoɔ na mommma mo werɛ mfiri Awurade mo Onyankopɔn a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase so no.

15 Mommma mo werɛ mfiri sɛ ɔno na ɔdii mo anim yii mo firii ɛserɛ a na ɛso yɛ hu so. Ɔno na ɔyii mo firii asase a ɛso yɛ hye, a awɔ ne anyanyankyerɛ a wɔn ano wɔ borɔ wɔ so no so. Ɔmaa mo nsuo firi ɔbotan mu.

16 Ɔmaa mo mana aduane a mo agyanom nnim diiɛ wɔ ɛserɛ so. Ɔyɛɛ yei de brɛɛ mo ase, de sɔɔ mo hwɛeɛ wɔ mo ankasa yiedie mu.

17 Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnsɛ sɛ modwene sɛ mo ahonya no firi mo ankasa mo ahoɔden mu.

18 Daa monkae sɛ, Awurade mo Onyankopɔn a ɔma mo tumi ma moyɛ adefoɔ no, ɔyɛ saa de dii apam a ɔne mo agyanom hyɛeɛ no so.

19 Na mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mo werɛ firi Awurade, mo Onyankopɔn, na mokɔdi anyame foforɔ akyi, som wɔn, koto wɔn a, sɛeɛ na wɔbɛsɛe mo.

20 Sɛdeɛ Awurade asɛe amanaman a na wɔwɔ mo anim no, mo nso sɛ moantie Awurade mo Onyankopɔn a, saa ara na wɔbɛsɛe mo.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/8-192d5f9fc74aaa8bec34b7598aa1f9d1.mp3?version_id=2094—

Categories
5 Mose

5 Mose 9

Israel Nkonimdie Firi Onyankopɔn Adom

1 Ao Israel, montie! Morekɔtwa Yordan na moawura mu akɔgye aman a ɛsoso na wɔwɔ ahoɔden kyɛn mo na wɔwɔ nkuropɔn akɛseɛ na wɔn afasuo kɔka sorosoro no agyapadeɛ.

2 Nnipa no wɔ ahoɔden na wɔwoware—Anakfoɔ. Moate wɔn nka na moate sɛ wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛtumi ne Anakfoɔ agyina?”

3 Nanso, merehyɛ mo ase ɛnnɛ sɛ, Awurade mo Onyankopɔn na ɔredi mo anim te sɛ ogya dɛreɛ a ɛresɛe adeɛ. Ɔbɛsɛe wɔn. Ɔbɛbrɛ wɔn ase wɔ mo anim. Na moapam wɔn na moatɔre wɔn ase ntɛm pa ara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ mo bɔ no.

4 Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, tu wɔn gu a, monnka no wɔ mo akoma mu sɛ, “Esiane yɛn tenenee enti na Awurade de saa asase yi ama yɛn.” Dabi. Esiane sɛ aman no yɛ amumuyɛfoɔ no enti na Awurade reyɛ saa.

5 Ɛnyɛ sɛ moyɛ ateneneefoɔ ne nokwafoɔ no enti na morekɔfa wɔn asase no. Esiane wɔn amumuyɛ enti, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpamo saa aman yi adi mo anim de akyerɛ sɛ, wadi ntam a ɔka kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no so.

6 Meka bio sɛ, ɛnyɛ sɛ moyɛ teneneefoɔ enti na Awurade, mo Onyankopɔn, de saa asase pa yi rema mo. Ɛnte saa. Moyɛ ɔman a asoɔden ahyɛ mo ma.

Sikakɔkɔɔ Nantwie Ba

7 Monkae yei na mommma mo werɛ mfiri sɛdeɛ mohyɛɛ Awurade, mo Onyankopɔn Abufuo wɔ ɛserɛ so hɔ no. Ɛfiri ɛberɛ a motu firii Misraim bɛsi sɛ moduruu ha yi, moate Awurade anim atua.

8 Mohyɛɛ Awurade abufuo wɔ Horeb a anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo.

9 Mekɔɔ bepɔ no so sɛ merekɔgye aboɔ twerɛpono a na wɔatwerɛ apam a na Awurade ne mo apam no agu so no, metenaa hɔ nnafua aduanan. Mannidi na mannom.

10 Awurade de apam a ɛwɔ aboɔ twerɛpono so a Onyankopɔn ankasa atwerɛ so nsɛm maa me. Ɔfiri ogya a ɛwɔ bepɔ no so no mu na ɔde maa me.

11 Na adaduanan awia ne anadwo no baa awieeɛ no, Awurade de aboɔ ɛpono mmienu a wɔatwerɛ apam no wɔ so no maa me.

12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Siane firi ha ntɛm kɔ, ɛfiri sɛ, nnipa a wodii wɔn anim firi Misraim no adane abɔnefoɔ. Wɔamane afiri ɛkwan a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔntena ase no so dada, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ ohoni afa.”

13 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mahwɛ saa nnipa yi ara ahunu sɛ, wɔn aso yɛ den pa ara.

14 Ma me ɛkwan na mensɛe na mempepa wɔn din mfiri ɔsoro ase. Na menam so mayɛ wʼasefoɔ ɔman kɛseɛ; ɔman a ɛso na ɛwɔ ahoɔden sene sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.”

15 Enti, mesiane firii ogya bepɔ no so a aboɔ apono mmienu a apam no wɔ so no kura me.

16 Mʼase hɔ no, mehunuu sikakɔkɔɔ nantwie ba a mofiri mo bɔne kɛseɛ mu ayɛ atia Awurade, mo Onyankopɔn. Ankyɛre koraa na modane firii Awurade ɛkwan a ɔkyerɛɛ mo sɛ momfa so no so.

17 Enti, mepagyaa boɔ apono no kɔɔ soro ɛnna meto hwee fam. Mebubuu no wɔ mo anim.

18 Afei, medaa Awurade anim awia ne anadwo adaduanan a manni burodo. Mannom nsuo. Meyɛɛ yei, ɛfiri sɛ moyɛɛ adeɛ a Awurade kyi, na ɛnam so maa ne bo fuu yie.

19 Mesuro maa mo, ɛfiri sɛ, na Awurade ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe mo. Nanso, ɔtiee me bio.

20 Awurade bo fuu Aaron ara kɔsii sɛ anka ɔpɛ sɛ ɔsɛe no. Nanso, mebɔɔ mpaeɛ maa Aaron nso.

21 Mefaa mo bɔne no, nantwie ba a moayɛ no, na menanee no wɔ ogya mu yamoo no muhumuhu. Metoo ne mfuturo no guu asuwa a ɛtene firi bepɔ no so no mu.

22 Mohyɛɛ Awurade abufuo wɔ Tabera, Masa ne Kibrot-Hataawa nso.

23 Kades-Barnea nso, Awurade somaa mo wɔ saa ɔhyɛ yi so sɛ, “Monkɔ soro hɔ nkɔfa asase a mede ama mo no”. Nanso, motiaa Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ no na moamfa mo ho anto no so antie nʼasɛm.

24 Aane, ɛfiri sɛ mehunuu mo no, daa mosɔre tia Awurade.

25 Ɛno enti na ɛberɛ a Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔpɛ sɛ ɔsɛe mo no, mekɔdaa nʼanim awia ne anadwo nnafua aduanan no.

26 Mebɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade sɛ, “Otumfoɔ Awurade, nsɛe wo ɔman ne wʼagyapadeɛ a wode wo kɛseyɛ agye asi hɔ na wode wo nsa a ɛyɛ den ayi wɔn afiri Misraim no.

27 Yi wʼani firi saa nnipa asoɔdenfoɔ yi so na kae wʼasomfoɔ Abraham, Isak ne Yakob.

28 Sɛ wosɛe saa nnipa yi a, Misraimfoɔ bɛka sɛ, ‘Awurade sɛee wɔn, ɛfiri sɛ, wantumi amfa wɔn ankɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so. Anaasɛ nso, wɔbɛka sɛ, ɔsɛee wɔn, ɛfiri sɛ, ɔtan wɔn; ɔde wɔn baa ɛserɛ so sɛ ɔrekɔkunkum wɔn.’

29 Nanso, wɔyɛ wo nkurɔfoɔ ne wʼagyapadeɛ a wonam tumi a ɛso ne wʼabasa a wama soɔ so yii wɔn.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/DEU/9-e189774d132fcee168ebe86794123a64.mp3?version_id=2094—