Categories
4 Mose

4 Mose 20

Nsuo Firi Ɔbotan Mu

1 Israelfoɔ no duruu Sin ɛserɛ so bosome a ɛdi ɛkan no mu. Wɔsisii wɔn ntomadan wɔ Kades, na ɛhɔ na Miriam wuiɛ ma wɔsiee no.

2 Na nsuo a wɔbɛnom nni hɔ enti, nnipa no sɔre tiaa Mose ne Aaron.

3 Nnipa no bɔɔ Mose soboɔ sɛ, “Sɛ yɛne yɛn nuanom wuwuu wɔ Awurade anim a anka yɛpɛ.

4 Mode Awurade ɔman ne yɛn nnwan ne yɛn anantwie aba ɛserɛ yi so sɛ yɛmmewuwu?

5 Adɛn enti na moyii yɛn firii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atokoɔ, bobe ne ateaa nni asase yi so. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha.”

6 Mose ne Aaron sɔre kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim; na wɔhunuu Awurade animuonyam.

7 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

8 “Momfa Aaron abaa no na wo ne Aaron mfrɛ nnipa no nyinaa. Wɔrehwɛ mo no, kasa kyerɛ ɔbotan a ɛwɔ nohoa no sɛ nsuo mfiri mu mmra. Mobɛnya wɔn nsuo a ɛbɛso wɔne wɔn anantwie afiri ɔbotan no mu!”

9 Mose yɛɛ deɛ Awurade kaeɛ no. Ɔfaa abaa no firii baabi a wɔde asie wɔ Awurade anim,

10 na Mose ne Aaron frɛɛ nnipa no nyinaa ma wɔbɛboaa ɔbotan no ho na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɔnyɛfoɔ, montie! Yɛmma nsuo mfiri saa ɔbotan yi mu mmra anaa?”

11 Afei Mose maa abaa no so de bɔɔ ɔbotan no mprenu maa nsuo bebree firii mu baeɛ maa nnipa no ne wɔn anantwie nomeeɛ.

12 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Esiane sɛ moante me ho wɔ Israelfoɔ no anim no enti, moremfa wɔn nkɔ asase a mehyɛɛ wɔn ho bɔ no so!”

13 Wɔfrɛɛ beaeɛ hɔ Meriba a aseɛ ne: Adɔnyɛ Nsuo, ɛfiri sɛ, ɛhɔ ne baabi a Israelfoɔ tee Awurade atua na, ɛhɔ ara nso na Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ kronkron.

Edom Si Israel Ɛkwan

14 Ɛberɛ a Mose wɔ Kades no, ɔsomaa nnipa ma wɔkɔɔ Edomhene nkyɛn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ no sɛ:

“Saa nkra yi firi wʼabusuafoɔ a wɔyɛ Israelfoɔ nkyɛn. Wonim abɛbrɛsɛ a yɛafa mu,

15 sɛdeɛ yɛn agyanom kɔtenaa Misraim. Yɛtenaa hɔ mfeɛ bebree na yɛhunuu amane sɛ Misraimfoɔ nkoa.

16 Nanso, yɛsu frɛɛ Awurade no, ɔtiee yɛn na ɔsomaa ɔbɔfoɔ ma ɔbɛyii yɛn firii Misraim.

“Seesei yɛwɔ Kades wɔ mo asase hyeɛ so.

17 Yɛsrɛ mo sɛ, momma yɛntwa mu mfa mo ɔman yi mu. Yɛbɛhwɛ yie sɛ yɛremfa mo mfuo ne mo bobe nturo mu. Na mpo, yɛrennom mo abura mu nsuo. Yɛbɛfa ɔhene kwantempɔn so na yɛremfiri so kɔsi sɛ yɛbɛtra mo hyeɛ a ɛwɔ ɛfa nohoa no.”

18 Nanso, Edomhene kaa sɛ,

“Mommfa mʼasase so, anyɛ saa a mede akodɔm bɛhyia mo!”

19 Israelfoɔ no buaa sɛ,

“Owura, yɛbɛfa tempɔn no so. Sɛ yɛn ayɛmmoa nom mo nsuo a, yɛbɛtua ka. Yɛpɛ sɛ yɛtwam wɔ mo asase so na yɛnni adwemmɔne bi.”

20 Nanso Edomhene buaa sɛ,

“Mommfa yɛn asase so!”

Ɔboaboaa nʼakodɔm ano de wɔn kɔɔ ɛhyeɛ no so.

21 Esiane sɛ Edom amma wɔn ɛkwan amma Israelfoɔ no amfa wɔn ɔman mu no enti, wɔmane faa nkyɛn.

Aaron Owuo

22 Wɔfirii Kades kɔɔ Bepɔ Hor so.

23 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Bepɔ Hor a ɛwɔ Edom hyeɛ so sɛ,

24 “Ɛberɛ aduru sɛ Aaron wuo, na ɔrenkɔ asase a mede ama Israelfoɔ no so bi, ɛfiri sɛ, mo baanu yɛɛ me dɔm wɔ Meriba nsuo no ho.

25 Afei, fa Aaron ne ne babarima Eleasa kɔ Bepɔ Hor so.

26 Ɛhɔ na wobɛyi Aaron asɔfotadeɛ no de ahyɛ ne babarima Eleasa. Ɛhɔ na Aaron bɛwu na watoa nʼagyanom.”

27 Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Wɔn baasa nyinaa kɔɔ bepɔ Hor so a nnipa no nyinaa hwɛ wɔn.

28 Wɔduruu bepɔ no apampam no, Mose yii Aaron asɔfotadeɛ no de hyɛɛ ne babarima Eleasa, na Aaron wuu wɔ bepɔ no apampam. Mose ne Eleasa sane wɔn akyi,

29 na wɔbɔɔ nnipa no wu a Aaron awuo no ho amaneɛ no, wɔsuu no adaduasa.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/20-dabcf318c332400d7768dac6dd275c1d.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 21

Kanaanfoɔ So Nkonimdie

1 Arad ɔhene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb tee sɛ Israelfoɔ nam Atarim ɛkwan so reba. Ɔboaboaa nʼakodɔm ano kɔto hyɛɛ Israelfoɔ no so kyekyeree binom sɛ nneduafoɔ.

2 Afei, Israelfoɔ no kaa ntam kyerɛɛ Awurade sɛ, sɛ ɔbɛboa wɔn ama wɔadi Arad ɔhene ne de dɔm so a, anka wɔbɛgu nkuro akɛseɛ a ɛwɔ hɔ nyinaa.

3 Awurade tiee wɔn abisadeɛ no, enti ɔmaa wɔdii Kanaanfoɔ no so; Israelfoɔ no sɛee wɔn ne wɔn nkuro akɛseɛ pasaa. Wɔtoo hɔ edin Horma a aseɛ ne “Ɔsɛeɛ.”

Kɔbere Mfrafraeɛ Ɔwɔ

4 Afei, Israelfoɔ no sane kɔɔ Bepɔ Hor so. Wɔfiri hɔ no, wɔkɔɔ anafoɔ fam ɛkwan a ɛkɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no so no so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi atwa kanko afa Edom ho. Nnipa no aba mu buiɛ.

5 Wɔhyɛɛ aseɛ nwiinwii tiaa Onyankopɔn enti wɔkaa wɔn ahiasɛm kyerɛɛ Mose sɛ, “Adɛn enti na woayi yɛn afiri Misraim de yɛn aba sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ yi so? Aduane a yɛbɛdie nni ha. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha. Mana yi nso deɛ, afono yɛn.”

6 Enti, Awurade maa awɔ a wɔn ano wɔ borɔ yie kɔkekaa wɔn mu bebree ma wɔwuwuiɛ.

7 Afei, nnipa no baa Mose nkyɛn bɛsrɛɛ sɛ, “Yɛayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, yɛakasa atia Awurade ne wo. Bɔ mpaeɛ kyerɛ Awurade na awɔ no nkɔ.” Mose bɔɔ mpaeɛ maa nnipa no.

8 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Fa kɔbere yɛ saa awɔ yi mu baako sɛso na fa no sɛn poma bi so, na sɛ awɔ no bi ka obi na onii no hwɛ no kɛkɛ a, ɔrenwu.”

9 Enti, Mose yɛɛ ɔwɔ sɛso no; na obiara a ɔwɔ no bi bɛka no no, sɛ ɔpagya nʼani hwɛ no a, ɔnwu.

Israelfoɔ Kɔ Moab

10 Israelfoɔ no firi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantuo no so kɔɔ Obot kɔtenaa hɔ.

11 Afei, wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim wɔ ɛserɛ so wɔ Moab apueeɛ fam.

12 Wɔfiri hɔ no, wɔtoaa so kɔɔ asuwa Sered Subɔnhwa mu kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ hɔ.

13 Afei, wɔtu kɔɔ akyirikyiri fam wɔ Asubɔnten Arnon nkyɛn hɔ baabi a wɔne Amorifoɔ bɔ hyeɛ. Asubɔnten Arnon na ɛyɛ ɛhyeɛ a ɛda Moabfoɔ ne Amorifoɔ ntam.

14 Enti, wɔkaa saa asɛm yi wɔ Awurade akodie nwoma no mu sɛ,

asubɔnten Arnon subɔnhwa

ne kuro Waheb

15 da Amorifoɔ ne Moabfoɔ ntam.

16 Afei, Israelfoɔ no toaa wɔn akwantuo no so kɔɔ Beer a aseɛ ne “Abura.” Ɛha na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Frɛfrɛ nnipa no nyinaa bra na mɛma wɔn nsuo.”

17 Ɛhɔ na Israelfoɔ too dwom sɛ,

“Tue Ao, Abura!

To ho dwom!

18 To abura yi ho dwom, mmapɔmma na wɔtuiɛ;

na akunini titii mu

wɔde wɔn ahempoma ne wɔn poma.”

Afei, Israelfoɔ no firii ɛserɛ no so kɔfaa Matana,

19 Nahaliel ne Bamot.

20 Afei wɔkɔɔ Pisga atifi a ɛwɔ Moab bɔnhwa no mu, baabi a wogyina a wohunu asase tamaa no.

Sihon Ne Og So Nkonimdie

21 Afei, Israelfoɔ tuu abɔfoɔ ma wɔde nkra yi kɔmaa Amorifoɔhene Sihon sɛ:

22 “Momma yɛntwa mu mfa mo ɔman yi mu. Yɛbɛfa ɛkwan tempɔn so, na yɛremfiri so kɔsi sɛ yɛbɛtra mo hyeɛ. Yɛrentiatia mo mfudeɛ so, yɛremfa yɛn nsa nka mo bobe nturo, na yɛrennom mo abura mu nsuo.”

23 Nanso ɔhene Sihon ampene so. Na mmom, ɔboaboaa nʼakodɔm ano kɔto hyɛɛ Israelfoɔ so wɔ ɛserɛ so hɔ ne wɔn koo wɔ Yahas.

24 Nanso Israelfoɔ no kunkumm wɔn faa wɔn asase a ɛfiri Asubɔnten Arnon kɔsi asuo Yabok ho toaa so kɔsii Amorifoɔ ahyeɛ so, nanso wɔkɔhyiaa Amon mma ahoɔdenfoɔ bi a wɔakyere sraban enti wɔantumi anko ankɔ wɔn anim bio.

25 Enti Israelfoɔ no faa Amorifoɔ no nkuro akɛseɛ nyinaa a Hesbon kuropɔn ne ne nkuraase nyinaa ka ho tenaa mu.

26 Na Hesbon yɛ Amorifoɔhene Sihon Kuropɔn. Sihon na ɛda bi ɔko tiaa Moabhene faa ne nsase nyinaa bɛsii Asubɔnten Arnon no.

27 Ne sei enti tete, anwensɛm twerɛfoɔ twerɛɛ yei faa ne ho sɛ,

“Bra Hesbon, Sihon kuropɔn,

yɛnkyekyere na ɛnsi ne dada mu.

28 “Egya turi firii Hesbon

Ogyaframa firii Sihon ahenkuro mu,

Ɛhyee Ar kuropɔn a ɛwɔ Moab;

ɛsɛee sodifoɔ a wɔwɔ Arnon mmepɔ so.

29 Ao Moabfoɔ, mosɛeɛ bɛba mu!

Wɔawie mo, mo a mosom Kemos!

Kemos agya ne mmammarima sɛ atutenafoɔ,

Ne ne mmammaa

sɛ Amorifoɔhene Sihon nnommumfoɔ.

30 “Yɛasɛe wɔn pasaa,

ɛfiri Hesbon tɔnn kɔsi Dibon.

Yɛasɛe wɔn ara akɔsi Nofa

De kɔ ara kɔsi Medeba.”

31 Enti Israelfoɔ no tenaa Amorifoɔ asase so.

32 Mose somaa akwansrafoɔ sɛ wɔnkɔsrasra Yaser fa mu hɔ. Ɔde asraafoɔ toaa wɔn, faa wɔn nkuro nyinaa, pamoo Amorifoɔ no.

33 Afei, wɔde wɔn ani kyerɛɛ kuro kɛseɛ Basan, nanso Basanhene Og de nʼasraafoɔ hyiaa wɔn wɔ Edrei.

34 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnnsuro na wadi atamfoɔ no so dada. Awurade sane hyɛɛ Mose nkuran sɛ asɛm a ɛtoo ɔhene Sihon wɔ Hesbon no, saa asɛm korɔ no ara bi na ɛbɛto no.

35 Ampa ara, Israelfoɔ dii nkonim na wɔkumm ɔhene Og ne ne mmammarima ne ne nkurɔfoɔ nyinaa a anka wɔn mu baako mpo. Enti Israelfoɔ no tenaa asase no so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/21-0a0f4f8d7d79d58c24e331bb09dafcf2.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 22

Balak Frɛ Balaam

1 Afei, Israelfoɔ no kɔɔ Moab tata so kɔtenaa Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a ɛhɔ ne Yeriko di nhwɛanimu no.

2 Sipor babarima Moabhene Balak hunuu deɛ Israelfoɔ ayɛ Amorifoɔ.

3 Ɛberɛ a ɔhunuu Israelfoɔ dodoɔ a wɔwɔ hɔ no, ɔne ne nkurɔfoɔ bɔɔ huboa.

4 Ntɛm ara, wɔne Midian mpanimfoɔ tuu agyina. Wɔkaa sɛ, “Saa dɔm yi bɛwe biribiara a wɔhunu sɛdeɛ nantwie we serɛ.”

Enti, Moab ɔhene Balak

5 somaa nnipa ma wɔkɔɔ Beor babarima Balaam nkyɛn wɔ Petor a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate ho. Ɔsrɛɛ Balaam sɛ ɔmmɛboa no.

Ɔkaa sɛ, “Nnipadɔm bi firi Misraim aba. Wɔkata asase ani nyinaa na wɔrehunahuna me.

6 Mɛsrɛ wo, bra na bɛdome wɔn ma me, ɛfiri sɛ wɔdɔɔso dodo. Ebia metumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afiri asase no so. Na menim nhyira a ɛba wɔn a wohyira wɔn no so, ɛnna menim musuo a ɛba wɔn a wodome wɔn so.”

7 Nnipa a ɔsomaa wɔn no yɛ atitire a wɔfiri Moab ne Midian. Wɔfaa sika sɛ wɔde rekɔtua Balaam ka ama wadome Israelfoɔ. Enti wɔkɔɔ Balaam nkyɛn kɔkaa deɛ ɛhia Balak kyerɛɛ no.

8 Balaam kaa sɛ, “Monna ma adeɛ nkye mo. Adeɛ kye a, deɛ Awurade bɛkyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛka akyerɛ mo.” Enti wɔdaeɛ.

9 Anadwo no, Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Saa nnipa yi yɛ ɛhefoɔ?”

10 Ɔbuaa sɛ, “Wɔfiri Moabhene Balak nkyɛn.

11 Na nnipadɔm bi firi Misraim aba ne hyeɛ so, na ɔpɛ sɛ mekɔ hɔ ntɛm so na mekɔdome wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi adi wɔn so.”

12 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɔ. Ɛnsɛ sɛ wodome wɔn, ɛfiri sɛ, mahyira wɔn!”

13 Adeɛ kyeeɛ no, anɔpa, Balaam ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Monsane nkɔ fie! Awurade rempene mma mennyɛ saa.”

14 Enti, ɔhene Balak ananmusifoɔ no sane wɔn akyi bɛbɔɔ amaneɛ sɛ ɔse ɔremma.

15 Balak sɔ hwɛɛ bio. Saa ɛberɛ no deɛ, ɔsomaa nnipa dodoɔ pa ara a animuonyamfoɔ a wɔkyɛn kane dɔm no fra wɔn mu.

16 Wɔbaa Balaam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ,

“Ɔhene Balak se ɔsrɛ wo sɛ bra.

17 Ɔbɛhyɛ wo animuonyam na sika biara a wɔbɛgye no no nso, ɔbɛtua. Ka sika a wobɛgye! Ɔse, wo deɛ, bra na bɛdome saa nnipa no ma yɛn.”

18 Nanso, Balaam buaa sɛ, “Sɛ ɔma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ no ma tɔ koraa a, merentumi nyɛ biribiara mmu saa ahyɛdeɛ a Awurade a ɔyɛ me Onyankopɔn no ahyɛ no so.

19 Nanso, monna ha ma adeɛ nkye na yɛnhwɛ sɛ Awurade bɛka asɛm foforɔ bi aka deɛ waka dada no ho anaa.”

20 Anadwo no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Sɔre na wo ne saa nnipa no nkɔ na mmom, hwɛ yie na yɛ deɛ mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no nko ara.”

21 Adeɛ kyee anɔpa no, ɔhyehyɛɛ nʼafunumu, tenaa ne so ne wɔn hyɛɛ aseɛ kɔeɛ.

22 Nanso, Onyankopɔn bo fuu Balaam ahopere a ɔde kɔeɛ no; enti ɔsomaa ɔsoro Awurade ɔbɔfoɔ kɔgyinaa akwantemfi sɛ ɔnkum no wɔ hɔ. Ɛberɛ a Balaam ne asomfoɔ baanu rekorɔ no,

23 prɛko pɛ, Balaam afunumu no hunuu Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ ɔkura sekan gyina ɛkwan no mfimfini. Aboa no kwae faa wiram nanso Balaam kaa ne so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛfa ɛkwan mu.

24 Baabi a na Awurade ɔbɔfoɔ no gyina hɔ no yɛ bobefuo afasuo mmienu ntam.

25 Ɛberɛ a afunumu no hunuu Awurade ɔbɔfoɔ no, ɔde ne ho twee ɔfasuo no ho maa Balaam nan pɛkyɛeɛ. Nanso, Balaam kɔɔ so hwee aboa no bio.

26 Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no kɔɔ ɛkwan no anafoɔ kɔgyinaa baabi a ɛhɔ kyere pa ara a na afunumu no nnya baabi mfa.

27 Enti, ɔbutuu ɛkwan no mu. Balaam de abufuo kaa aboa no mmaa.

28 Afei, Awurade hyɛɛ afunumu no ma ɔkasaeɛ! Ɔbisaa ne wura no sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ enti a ɛsɛ sɛ wohwe me mprɛnsa?”

29 Balaam nso buaa no sɛ, “Ɛfiri sɛ, woama masɛ ɔkwasea. Na sɛ mekura sekan a, anka mɛkum wo.”

30 Afunumu no nso bisaa no sɛ, “Me ne wo tenaeɛ yi, mayɛ sei pɛn?”

Ne wura no buaa sɛ, “Dabi.”

31 Afei, Awurade buee Balaam ani ma ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ no sɛ watwe sekan gyina ɛkwan no mfimfini enti ɔkɔbutuu nʼanim.

32 Awurade ɔbɔfoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wohwe wʼafunumu no mprɛnsa saa? Maba sɛ merebɛka ama woagyae, ɛfiri sɛ, worepɛ adeɛ asɛe.

33 Afunumu no hunuu me mprɛnsa a emu biara ɔkwae faa baabi; anyɛ saa a, anka mɛkum wo na magyaa no.”

34 Afei, Balaam ka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Mafom. Na mennim sɛ wowɔ hɔ. Sɛ wompɛ sɛ metoa mʼakwantuo no so deɛ a, meresane akɔ efie.”

35 Nanso, Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne nnipa no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no nko na ka.” Enti Balaam ne wɔn kɔeɛ.

36 Ɛberɛ a ɔhene Balak tee sɛ Balaam reba no, ɔfirii kuro no mu kɔhyiaa no Asubɔnten Arnon ho wɔ ne hyeɛ so.

37 Ɔbisaa Balaam sɛ, “Adɛn enti na wokyɛɛ saa? Anaasɛ, mehyɛɛ wo bɔ sɛ mɛhyɛ wo animuonyam no na wonnye nni?”

38 Balaam buaa sɛ, “Ɛwom sɛ maba deɛ, nanso menni tumi biara a mɛka asɛm biara agye asɛm a Onyankopɔn bɛka akyerɛ me sɛ menka no nko na mɛka.”

39 Balaam kaa ɔhene no ho ne no kɔɔ Kiria-Husot,

40 baabi a ɔhene Balak de anantwie ne nnwan bɔɔ afɔdeɛ na ɔde mmoa no bi maa Balaam ne ne mpanimfoɔ sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ no.

41 Adeɛ kyee anɔpa no, Balak faa Balaam de no kɔɔ Bamot-Baal atifi. Ɔfiri hɔ too nʼani hunuu sɛ Israelfoɔ no sam aseɛ hɔ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/22-389c1c92135f32af166a912346b125bc.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 23

Balaam Hyira Israelfoɔ

1 Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Si afɔrebukyia nson wɔ ha, na siesie anantwie mma nson ne nnwennini nson fa wɔn bɔ afɔdeɛ.”

2 Balak tiee Balaam asɛm no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔrebukyia nson no biara so afɔdeɛ.

3 Afei Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Sɔre gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho na mɛhwɛ sɛ Awurade bɛhyia me, na asɛm a ɔbɛka akyerɛ me no nso, mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ apampam baabi.

4 Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no. Balaam ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Masiesie afɔrebukyia nson. Mabɔ afɔrebukyia no biara so nantwie ba ne odwennini ba afɔdeɛ.”

5 Afei, Awurade de nkra maa Balaam sɛ ɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Balak.

6 Ɛberɛ a Balaam sane baeɛ no, na ɔhene no ne ahenemma a wɔfiri Moab no gyina ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho.

7 Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:

“Ɔhene Balak soma bɛfrɛɛ me firii Aram.

Moabhene frɛɛ me firii apueeɛ fam nkokoɔ so.

Ɔkaa sɛ, ‘Bra bɛdome Yakob ma me!

Bra bɛka mmusuo a ɛbɛba Israelfoɔ so.’

8 Ɛbɛyɛ dɛn na matumi madome

wɔn a Onyankopɔn nnomee wɔn?

Ɛbɛyɛ dɛn na matumi abu wɔn fɔ,

nnipa a Awurade mmuu wɔn fɔ?

9 Mehunu wɔn firi abotan atifi;

mehwɛ wɔn firi nkokoɔ so.

Mehunu nnipa a wɔte wɔn ho ase,

a wɔayi wɔn afiri amanaman mu.

10 Hwan na ɔbɛtumi akan Yakob asefoɔ, wɔdɔɔso sɛ mfuturo?

Hwan na ɔbɛtumi akan Israelfoɔ nkyɛmu ɛnan mu baako?

Ma menwu sɛ ɔteneneeni;

na mawieɛ nyɛ sɛ wɔn deɛ.”

11 Ɔhene Balak bisaa Balaam sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Mede wo baa sɛ bɛdome mʼatamfoɔ, nanso woahyira wɔn!”

12 Nanso, Balaam buaa sɛ, “Metumi aka biribi a Awurade nkaa sɛ menka anaa?”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Mmienu

13 Afei, Balak ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na yɛnkɔ baabi foforɔ. Yɛduru hɔ a, wobɛhunu ɔman Israel fa bi wɔ hɔ. Dome wɔn a wobɛhu wɔn wɔ hɔ no nyinaa.”

14 Ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ Sofim bepɔ Pisga atifi. Ɔsii afɔrebukyia nson wɔ hɔ. Ɛnna ɔde nantwie ba ne odwennini bɔɔ afɔrebukyia biara so afɔdeɛ.

15 Afei, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho wɔ ha na me nso merekɔhyia Awurade.”

16 Awurade hyiaa Balaam na ɔkaa asɛm a ɔnkɔka kyerɛɛ no.

17 Enti, ɔsane baa baabi a ɔhene no ne Moab ahenemma no wɔ a wɔgyina wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho. Ɔhene no de ahopere bisaa sɛ, “Awurade aka sɛn?”

18 Nkɔmhyɛ a Balaam de maaeɛ no nie:

“Balak, sɔre na tie;

Sipor babarima tie me.

19 Onyankopɔn nnyɛ onipa na wadi atorɔ;

Ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.

Wakasa a wanyɛ anaa?

Wahyɛ bɔ bi pɛn a wanni so anaa?

20 Wɔhyɛɛ me sɛ menhyira;

wahyira, na merentumi nnane no!

21 “Menhunu amanehunu bi a ɛbɛba Yakob so.

Ɔhaw biara nni hɔ mma Israel!

Awurade, wɔn Onyankopɔn ka wɔn ho.

Ɔne wɔn ɔhene!

22 Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim;

ɔte sɛ nantwie hoɔdenfoɔ ma wɔn.

23 Nnome biara renka Yakob,

abayisɛm biara nni tumi wɔ Israel so.

Na wɔbɛka wɔ Yakob ho sɛ,

‘Hwɛ anwanwadeɛ a Onyankopɔn ayɛ ama Israel!’

24 Saa nnipa yi sɔre sɛ gyataburu.

Wɔgyina hɔ sɛ gyata hoɔdenfoɔ.

Ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛwe nʼahaboa awie

na wanom ne mogya nyinaa!”

25 Ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Sɛ worennome wɔn a, ɛnneɛ nhyira wɔn.”

26 Nanso Balaam buaa no sɛ, “Manka ankyerɛ wo sɛ asɛm a Awurade bɛka akyerɛ me sɛ menka no na mɛka?”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Mmiɛnsa

27 Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Mede wo bɛkɔ baabi foforɔ. Ebia, ɛhɔ bɛyɛ anisɔ ama Onyankopɔn sɛ wobɛgyina hɔ adome wɔn.”

28 Enti, ɔhene Balak faa Balaam de no kɔɔ bepɔ Peor a ani kyerɛ anweatam no atifi pɛɛ so.

29 Bio, Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ ɔnsi afɔrebukyia nson na ɔnsiesie nantwie mma nson ne nnwennini mma nson mma afɔrebɔ.

30 Ɔhene no yɛɛ deɛ Balaam kaeɛ no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia nson no biara so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/23-4005481010435dc85eedbecfefb7ecc3.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 24

1 Afei, Balaam hunuu sɛ Awurade pɛ sɛ ɔhyira Israel. Yei enti, wankɔ abisa sɛdeɛ ɔtaa yɛ no. Na mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ ɛserɛ no so,

2 hunuu sɛ Israelfoɔ mmusuakuo no abobɔ wɔn atenaeɛ. Afei, Onyankopɔn honhom baa ne so,

3 na yei ne nkɔmhyɛ a ɔmaaeɛ:

“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie;

nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,

4 deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;

deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ;

na ɔda fam, a nʼani gu so:

5 “Ao Yakob, mo ntomadan yɛ fɛ,

Ao Israel, mo afie yɛ ahomeka.

6 “Ɛsam mʼanim te sɛ mmɛfuo,

te sɛ nturo frɔmfrɔm wɔ asubɔnten ho.

Wɔte sɛ pɛperɛ a Awurade adua,

te sɛ ntweneduro a ɛbɛn nsuo ho.

7 Wɔbɛnya nsuo bebree.

Wɔn mma bɛnya deɛ ɛhia wɔn nyinaa.

“Wɔn ɔhene bɛyɛ kɛse akyɛn Agag;

wɔn ahennie bɛkorɔn.

8 “Onyankopɔn de wɔn firi Misraim aba;

ɔtwee wɔn sɛ wiram nantwie.

Ɔsɛe amanaman a wɔtia no nyinaa,

ɔbubu wɔn nnompe mu asinasini,

ɔto bɛmma wowɔ wɔn.

9 Israel butu hɔ sɛ gyata;

ɔte sɛ gyataburu, na hwan na ɔbɛtumi anyane no?

“Ao Israel, nhyira nka obiara a ɔhyira wo,

na nnome nka obiara a ɔdome wo.”

10 Ɔhene Balak bo fuu Balaam. Ɔde Abufuo bɔɔ ne nsam guu ne so teaam sɛ, “Mefrɛɛ wo sɛ bɛdome, mʼatamfoɔ nanso woahyira wɔn mprɛnsa.

11 Firi me so kɔ! Sane kɔ wo nkyi! Meyɛɛ mʼadwene sɛ anka mɛhyɛ wo animuonyam, nanso, Awurade de akame wo!”

12 Balaam buaa no sɛ, “Wonkae asɛm a meka kyerɛɛ wʼasomafoɔ no? Mekaa sɛ,

13 ‘Sɛ Balak ma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ hɔ ma koraa a, menni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade apɛdeɛ.’ Meka kyerɛɛ wo sɛ asɛm a Awurade aka no nko ara na mɛka.

14 Afei, meresane akɔ me nkurɔfoɔ nkyɛn. Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma menka deɛ Israelfoɔ no bɛyɛ wo nkurɔfoɔ daakye no nkyerɛ wo.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛdi Akyire No

15 Yei ne nkɔmhyɛ a Balaam de maeɛ:

“Beor ba Balaam nkɔmhyɛ no nie;

nkɔmhyɛ a ɛfiri ɔbarima a nʼani hunu adeɛ yie,

16 deɛ ɔte Onyankopɔn asɛm;

deɛ ɔwɔ nyansa a ɛfiri Ɔsorosoroni no

deɛ ɔhunu anisoadeɛ a ɛfiri Otumfoɔ hɔ;

na ɔda fam, a nʼani gu so:

17 “Mɛhunu no, nanso ɛnyɛ seesei;

mehwɛ no wɔ daakye akyirikyiri.

Nsoromma bɛpue afiri Yakob mu!

Ahempoma bɛfiri Israel mu.

Ɔbɛyam Moabfoɔ tiri,

na wapaapae Moab mma tikwankora.

18 Wɔbɛfa Edom,

na Seir a ɔyɛ ne ɔtamfoɔ no, wɔbɛdi ne so nkonim,

na Israel bɛkɔ so adi nkonim.

19 Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu

ɔno na ɔbɛsɛe Ir nkaeɛfoɔ.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Enum

20 Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfoɔ fie hyɛɛ nkɔm sɛ,

“Amalek na na ɛyɛ aman nyinaa abakan,

nanso ne hyɛberɛ ne ɔsɛeɛ!”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Nsia

21 Afei, ɔhwɛɛ Kenifoɔ hyɛɛ nkɔm sɛ,

“Mo atenaeɛ yɛ pa ara,

wanwono mo pirebuo wɔ abotan mu.

22 Nanso, wɔbɛsɛe Kenifoɔ

ɛberɛ a Asurhene afa mo nnomum.”

Balaam Nkɔmhyɛ A Ɛtɔ So Nson

23 Nsɛm a ɔde wiee ne nkɔmhyɛ no ne sɛ:

“Aa, sɛ Onyankopɔn yɛ sei a, hwan na ɔbɛtena nkwa mu?

24 Ahyɛn bɛfiri Kipro mpoano aba

Na abɛka Eber ne Asur ahyɛ.

Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.”

25 Enti, Balaam ne Balak sane kɔɔ wɔn kurom.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/24-256783501f5aafbade202386d5f09bfd.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 25

Moabfoɔ Daadaa Israelfoɔ

1 Ɛberɛ a Israelfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ Sitim no, wɔn mu mmarima no bi hyɛɛ aseɛ ne Moab mmabaawa no bɔɔ adwaman de guu wɔn ho fi.

2 Saa mmabaawa yi too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra wɔn afɔdeɛ a wɔbɔ ma wɔn anyame no ase. Ankyɛre biara, mmarima no kɔɔ wɔn apontoɔ ase na wɔsomm Moab anyame.

3 Ɛberɛ tiawa bi akyi, Israelfoɔ no nyinaa kɔsom Baal-peor a ɔyɛ Moabfoɔ nyame. Yei maa Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ no yie.

4 Ɔhyɛɛ saa mmara yi maa Mose sɛ, “Kunkum mpanimfoɔ a wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no nyinaa. Sɛn wɔn wɔ Awurade anim awia ketee sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabufuo a ano yɛ den no bɛfiri wɔn so.”

5 Enti, Mose hyɛɛ atemmufoɔ no ma wɔkunkumm wɔn a wɔsomm Baal-peor no nyinaa.

6 Nanso, Israelni ɔhantanni bi de Midiani ababaawa bi baa wɔn atenaeɛ hɔ maa Mose ne nnipa no nyinaa hunuu no ɛberɛ a na wɔn nyinaa gyina Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono akyi retwa adwo no.

7 Ɛberɛ a Pinehas a ɔyɛ Eleasa babarima a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ Aaron nana hunuu yei no, ɔhuri sɔɔ pea mu

8 taa saa ɔbarima no so de no kɔwuraa ne ntomadan mu baabi a ɔfaa ɔbaa no. Ɔde pea no wowɔɔ ɔbarima no sane de wɔɔ ɔbaa no yafunu mu. Enti, ɔhaw no to twaa wɔ Israelfoɔ no mu,

9 nanso ɛkɔsi saa ɛberɛ no, na nnipa mpem aduonu ɛnan awuwu dada.

10 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

11 “Eleasa babarima Pinehas a ɔyɛ ɔsɔfoɔ Aaron nana adwodwo mʼabufuo ano, ɛfiri sɛ, ɔbɔɔ mmɔden te sɛ me ara wɔ mʼanimuonyam ho, enti sɛdeɛ meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛsɛe Israelfoɔ nyinaa no, magyae.

12 Enti ka kyerɛ no sɛ, me ne no rebɛyɛ asomdwoeɛ apam.

13 Saa apam yi mu, ɔno ne nʼasefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ afebɔɔ, ɛfiri sɛ watwe me, ne Onyankopɔn, ho ninkunu wɔ Israelfoɔ mu de ayɛ mpata ama wɔn.”

14 Ɔbarima a wɔkumm no ne Midiani ababaawa no, na ne din de Simri a na ɔyɛ Salu a ɔtua Simeon abusuakuo ano no babarima.

15 Ɔbaa no nso, na ne din de Kosbi a na ɔyɛ Midianhene babarima Sur babaa.

16 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

17 “To hyɛ Midianfoɔ no so na sɛe wɔn,

18 ɛfiri sɛ, wɔfaa mo sɛ atamfoɔ, na wɔdaadaa mo ma mosomm Baal-peor, ne Kosbi a ɔyɛ Midian ntuanoni babaa a wɔkumm no wɔ Peor ɔyaredɔm ɛda no.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/25-0d2976687dd843ef9e10cc0cb82eb94c.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 26

Israel Nnipakan A Ɛtɔ So Mmienu

1 Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Aaron babarima Eleasa sɛ,

2 “Monkan Israelfoɔ mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodoɔ a wɔbɛtumi akɔ ɔsa wɔ abusua biara mu.”

3 Saa ɛberɛ no, na Israelman no nyinaa abɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔne Yeriko di nhwɛanimu. Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa kaa nhyehyɛeɛ a ɛfa nnipakan no ho kyerɛɛ Israelfoɔ ntuanofoɔ no sɛ,

4 “Monkan mmarima a wɔwɔ Israel a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.”

Sɛdeɛ nnipakan no a ɛfa Israel mma a wɔfiri Misraim baeɛ no ano kɔsiiɛ nie.

Ruben Abusuakuo

5 Yeinom ne mmusua a wɔyɛ Yakob babarima panin Ruben asefoɔ:

Hanokfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok;

Palufoɔ abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu;

6 Hesronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron;

Karmifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi.

7 Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan mmiɛnsa ahanson aduasa (43,730).

8 Na Palu yɛ Eliab aseni,

9 na Nemuel na ɔwoo Eliab, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ a wɔne Kora yɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtia.

10 Na asase mu bue menee wɔn ne Kora. Egya firi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifoɔ ahanu aduonum. Yei yɛɛ kɔkɔbɔ maa Israelman nyinaa.

11 Nanso, Kora mmammarima deɛ, wɔanwuwu da no.

Simeon Abusuakuo

12 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Simeon mmammarima mu:

Nemuelfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel.

Yaminfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin.

Yakinfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin.

13 Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah;

Saulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo.

14 Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahanu.

Gad Abusuakuo

15 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Gad mmammarima mu:

Sefonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon;

Hagifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi.

Sunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni.

16 Osnifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni.

Erifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri;

17 Arodfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Arod.

Arelifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli.

18 Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan ne ahanum (40,500).

Yuda Abusuakuo

19 Na Yuda wɔ mmammarima baanu a wɔn edin de Er ne Onan a na wɔawuwu wɔ Kanaan asase so.

20 Nanso, mmusua a ɛdidi so yi firi Yuda mmammarima a na wɔte ase no ase.

Selafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela.

Peresfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres.

Serafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.

21 Yeinom ne mmusua nketewa wɔfiri Peresfoɔ ase.

Hesronfoɔ abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron.

Hamulfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul.

22 Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduɔson nsia ne ahanum.

Isakar Asefoɔ

23 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Isakar mmammarima ase:

Tolafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola.

Puwafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa.

24 Yasubfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub.

Simronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron.

25 Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia nan ne ahasa (64,300).

Sebulon Asefoɔ

26 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Sebulon mmammarima ase:

Seredfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered.

Elonfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon.

Yakleefoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel.

27 Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ne ahanum.

Manase Abusuakuo

28 Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua mmienu firii Yosef mu baeɛ.

29 Manase asefoɔ:

Makirfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir.

Gileadfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead.

30 Yeinom ne mmusua nketewa a wɔfiri Gileadfoɔ ase:

Yeserfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser.

Helekfoɔ abusua, wɔde too wɔn agya Helek.

31 Asrielfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel.

Sekemfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem.

32 Semidafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida.

Heferfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer.

33 Na Hefer babarima Selofehad annya mmammarima nanso na ɔwɔ mmammaa a wɔn edin de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.

34 Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduonum mmienu ne ahanson (52,700).

Efraim Abusuakuo

35 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Efraim mmammarima ase:

Sutelafoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela.

Bekerfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker.

Tahanfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan.

36 Na yei yɛ abusua nketewa a wɔfiri Sutela ase:

Eranfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran.

37 Mmarima a na wɔwɔ Efraim mmusua nketewa no nyinaa mu dodoɔ yɛ mpem aduasa mmienu ne ahanum (32,500).

Manase ne Efraim mmusua nyinaa yɛ Yosef asefoɔ.

Benyamin Abusuakuo

38 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Benyamin mmammarima mu.

Belafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela.

Asbelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel.

Ahiramfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram.

39 Sufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam.

Hufamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam.

40 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Belafoɔ mu.

Ardfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Ard.

Naamanfoɔ a wɔde too wɔn tete agya Naaman.

41 Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduanan enum ne ahansia (45,600).

Dan Abusuakuo

42 Yei ne abusua a ɛfiri Dan babarima asefoɔ mu.

Suhamfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham.

Na Dan mmusua no nyinaa yɛ Suhamfoɔ.

43 Mmarima a na wɔwɔ saa mmusua no mu nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduosia ɛnan ne ahanan (64,400).

Aser Abusuakuo

44 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Aser mmammarima mu.

Yimnafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna.

Isuifoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui.

Beriafoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria.

45 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Beriafoɔ mu.

Heberfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Heber.

Malkielfoɔ de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel.

46 Na Aser wɔ ɔbabaa bi a ne din de Sera.

47 Mmarima a na wɔwɔ Aser mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan (53,400).

Naftali Abusuakuo

48 Yeinom ne mmusua a wɔfiri Naftali mmammarima mu.

Yakseelfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel.

Gunifoɔ abusua no, wɔde too wɔn agya Guni.

49 Yeserfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser.

Silemfoɔ abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem.

50 Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan enum ne ahanan (45,400).

Nnipa Dodoɔ A Wɔkan Wɔn

51 Enti, nnipa dodoɔ a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa (601,730).

52 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

53 “Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ.

54 Ma abusua a ɛso no asase kɛseɛ na abusua a ɛsua no asase ketewa.

55 Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Deɛ ɛsɛ sɛ ekuo biara nya no bɛgyina nʼagyanom abusuakuo edin dodoɔ so.

56 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapadeɛ no kyekyɛ so wɔ akuo akɛseɛ ne nketewa no mu.”

57 Nnipakan no, na Lewifoɔ mmusua no mu nnipa nie:

Wɔde Gersonfoɔ too wɔn tete agya Gerson.

Wɔde Kohatfoɔ too wɔn tete agya Kohat.

Wɔde Merarifoɔ too wɔn tete agya Merari.

58 Yeinom nso yɛ Lewifoɔ mmusua:

Libnifoɔ,

Hebronfoɔ,

Mahlifoɔ,

Musifoɔ ne

Korafoɔ.

Kohat yɛ Amram tete agya;

59 Ɛberɛ a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabaa a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam.

60 Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.

61 Nanso, ɛberɛ a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wɔwuwuiɛ.

62 Nnipakan no mu na Lewifoɔ nyinaa dodoɔ yɛ mpem aduonu mmiɛnsa (23,000). Wɔkan mmarima a wɔadi firi bosome kɔsi mpanimfoɔ so. Nanso, wɔammu Lewifoɔ no ano anka Israel nnipakan no ho, ɛfiri sɛ, wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuo no, wɔamma Lewifoɔ no bi.

63 Enti, sɛdeɛ Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔ a ɛbɛn Asubɔnten Yordan na ɛne Yeriko di nhwɛanimu no ne no.

64 Saa nnipa yi nyinaa, wɔn mu baako mpo nni hɔ a nnipakan a ɛdi ɛkan no, wɔkan no wɔ Sinai ɛserɛ so hɔ,

65 ɛfiri sɛ, na mfeɛ aduanan atwam enti na wɔn a wɔkan wɔn kane no nyinaa awuwu sɛdeɛ Awurade kaeɛ sɛ. “Wɔbɛwuwu wɔ ɛserɛ so” no. Wɔn a ɛkaa wɔn ara ne Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/26-07ba121a94e1b2a5851a85bdd4a7e297.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 27

Selofehad Mmammaa

1 Ɛda koro bi, Hefer babarima Selofehad mmammaa a wɔn edin ne Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no ano sɛ wɔde adesrɛ bi rebɛto Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne mmusua panin ne afoforɔ a wɔwɔ hɔ no anim.

2 Na mmaa no yɛ Yosef babarima Manase abusuafoɔ fa bi. Na wɔn ase firi Makir a ɔyɛ Manase babarima no fie. Na Manase babarima Gilead yɛ wɔn nana nkansowa ɛnna ne babarima Hefer nso yɛ wɔn nana ɛnna wɔn babarima Selofehad yɛ wɔn agya.

3 Wɔkaa sɛ, “Yɛn agya wuu ɛserɛ so nanso na ɔnka wɔn a wɔne Kora yɛɛ dɔm tiaa Awurade a enti ɛmaa wɔwuwuiɛ no ho. Ɔno ankasa bɔne enti na ɔwuiɛ.

4 Adɛn enti na ɛsiane sɛ yɛn agya anwo ɔbabarima enti ne din ayera? Yɛgye di sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma yɛn agyapadeɛ a yɛn agya nuammarimanom anya no bi.”

5 Enti Mose de wɔn asɛm too Awurade anim.

6 Awurade buaa Mose sɛ,

7 “Asɛm a Selofehad mmammaa no ka no yɛ nokorɛ. Ma wɔn ne wɔn agya nuanom no asase. Fa agyapadeɛ a sɛ wɔn agya no te ase a anka ɔbɛnya no ma wɔn.

8 “Deɛ ɛdi hɔ bio ne sɛ, ɛsiane sɛ ɛyɛ mo mmara sɛ, sɛ obi wu na ɔnni mmammarima a wɔbɛdi nʼadeɛ a ɛsɛ sɛ nʼagyapadeɛ kɔ ne mmammaa hɔ enti, monyɛ no saa.

9 Na sɛ ɔnni ɔbabaa nso a, ɛsɛ sɛ agyapadeɛ no kɔ ne nuammarima nkyɛn.

10 Na sɛ ɔnni nuammarima a, ɛkɔ ne wɔfanom nkyɛn.

11 Na sɛ ɔnni wɔn mu biara bi a, ɛkɔ ne busuani bi a ɔbɛn no nkyɛn. Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di saa mmara a Awurade hyɛɛ Mose no so.”

Wɔyi Yosua Sɛ Mose Abadiakyire

12 Ɛda bi, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kɔ bepɔ a ɛwɔ Abarim mmepɔ no so na to wʼani fa asubɔnten a ɛda hɔ no so ma ɛnkɔsi asase a mede maa Israelfoɔ no so.

13 Sɛ wohwɛ wie a, wobɛwu sɛdeɛ wo nua Aaron wuiɛ no,

14 ɛfiri sɛ, wosɔre tiaa me mmara wɔ Sin ɛserɛ so hɔ. Ɛberɛ a Israelfoɔ no sɔre tiaa me no, woamma wɔanhunu me kronkronyɛ wɔ nsuo no ho.” Na ɔretwe nʼadwene aba Meriba nsuo “Akoeɛ” a ɛwɔ Kades a ɛwɔ Sin ɛserɛ so no so.

15 Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ,

16 “Ao Awurade, Onyankopɔn a woyɛ nnipa nyinaa honhom ti ansa na worebɛfa me no, mesrɛ, yi obi si mʼanan

17 a ɔde wɔn bɛkɔ ɔko na ɔbɛhwɛ wɔn so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade nnipa bɛnya odwanhwɛfoɔ a ɔbɛhwɛ wɔn so.”

18 Awurade buaa no sɛ, “Kɔ na kɔfrɛ Nun babarima Yosua a ɔwɔ Honhom no wɔ ne mu no,

19 na fa no kɔ ɔsɔfoɔ Eleasa nkyɛn, na nnipa no nyinaa rehwɛ mo no, fa nnipa no animdie so tumi hyɛ ne nsa.

20 Fa wo tumi ma no wɔ badwam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Israelfoɔ nyinaa bɛtie no.

21 Sɛ wɔhia akwankyerɛ a ɛfiri Awurade hɔ a, Yosua bɛgyina ɔsɔfoɔ Eleasa anim, na ɔsɔfoɔ Eleasa abɔ ntonto kronkron de abisa Awurade apɛdeɛ. Saa ɛkwan yi so na Yosua ne Israelfoɔ no bɛfa so ahwehwɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ.”

22 Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ɔde Yosua kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Eleasa ne nnipa no nyinaa.

23 Mose de ne nsa guu no so, de nʼadwuma hyɛɛ ne nsa sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/27-389ca936d3cb800d8848aaa13bcb269d.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 28

Afɔrebɔ Ahodoɔ

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, afɔrebɔdeɛ a mohye no wɔ afɔrebukyia so no yɛ mʼaduane a mʼani gye ho. ‘Enti, hwɛ na wɔmfa mmra wɔ ɛberɛ-ano-berɛ-ano na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ sɛdeɛ mahyɛ no.

3 Sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, momfa nnwennini mma a wɔadi afe a wɔnni dɛm biara na ɛmmɔ Awurade afɔdeɛ no. Ɛda biara, momfa mmienu mmɔ afɔdeɛ. Mommɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ ano.

4 Momfa odwammaa no baako mmɔ afɔdeɛ anɔpa na momfa baako mmɔ anwummerɛ.

5 Sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa aburoo lita mmienu ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo afra nka ho.

6 Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔhyɛɛ aseɛ wɔ Sinai Bepɔ so a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano ma ɛyi hwa. Ɛyɛ afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ de ma Awurade.

7 Ɛsɛ sɛ wɔde ɔnom afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ nsã a apae lita baako a odwammaa ka ho ka afɔrebɔdeɛ no ho a wɔbɛhwie agu beaeɛ bi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ Awurade anim.

8 Momfa odwammaa a ɔtɔ so mmienu no mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ a aburoo ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho. Ɛno nso yɛ Awurade hwam. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebɔ.

9 “ ‘Sɛ ɛduru homeda a, momfa nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara ne afɔrebɔdeɛ ahodoɔ a ɛsɛ sɛ mode ka ho no mmɔ afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ aburoo afɔrebɔdeɛ lita ɛnan ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra a nsã ka ho saa ara na wɔde bɔ saa afɔdeɛ no.

10 Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no homeda biara de ka ɛberɛ ano ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔrebɔ ho no.

11 “ ‘Saa ara nso na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ bosome biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ foforɔ bi ka ho de ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ nantwinini mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara.

12 Deɛ ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikyiresiam lita nsia ne ɛfa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Ɛno na mode bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita ɛnan a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ a odwennini no ka ho;

13 na odwammaa biara nso, mode asikyiresiam lita mmienu ne ɛfa. Saa afɔrebɔdeɛ yi wɔde ogya na ɛbɛhye, na ɛbɛsɔ Awurade ani.

14 Afɔrebɔdeɛ biara no, nsã afɔrebɔ ka ho. Nantwie biara, nsã ntoa nsia ka ho. Odwennini biara, nsã ntoa ɛnan ka ho. Odwammaa biara nso, nsã ntoa mmiɛnsa ka ho. Afe mu no nyinaa mu, yei na ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bosome biara mu.

15 Afei, bosome biara mu ɛda a ɛdi ɛkan no, mode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ama Awurade. Mobɛbɔ saa afɔdeɛ yi de aka ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ a mobɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano no ho.

16 “ ‘Afe biara bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no nso, mobɛdi Awurade Twam Afahyɛ no.

17 Ɛda a ɛdi so no, mobɛfiti aseɛ adi dapɔnna a wɔde anigyeɛ di no nnanson no, nanso, morenni burodo a mmɔreka wɔ mu.

18 Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahoteɛ dwa na obiara renyɛ adwuma biara.

19 Mode nantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade.

20 Mode esiam lita nson a mode ngo afra bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode esiam lita enum bɛka odwennini no ho,

21 na nnwan nson no biara nso, mode esiam lita mmiɛnsa aka ho.

22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛ mpatadeɛ ma mo ho.

23 Mode saa afɔrebɔdeɛ yi bɛka deɛ daadaa mobɔ no ho.

24 Nna nson no mu ɛda biara adidie mu no, mobɛbɔ saa afɔdeɛ korɔ yi ara bi. Ɛbɛyɛ Awurade anisɔ yie.

25 Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛbɛyɛ ɛda kronkron bio a nnipa no nyinaa bɛhyia mu na saa ɛda no, obiara renyɛ adwuma biara.

26 “ ‘Aduanekan ɛda no a wɔfrɛ no Nnawɔtwe mu Afahyɛ anaasɛ Pentekoste no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa bɔ nhyiamu kronkron ho dawuro de di Otwa berɛ Afahyɛ no. Ɛda no, ɛsɛ sɛ mode mo mfuo mu nnɔbaeɛ foforɔ bɛbɔ Awurade aduane afɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara yɛ adwuma saa ɛda no.

27 Ɔhyeɛ afɔdeɛ sononko a ɛsɔ ani na ɛsɛ sɛ saa ɛda no, mobɔ ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ anantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa anini a wɔadi mfeɛ nson.

28 Mode mo aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a mode ngo afra bɛka nantwie baako ho. Mode lita ɛnan bɛka odwennini no ho;

29 na mode lita mmienu ne fa bɛka nnwammaa nson no biara ho.

30 Afei, momfa ɔpapo baako nyɛ mpatadeɛ mma mo ho.

31 Saa afɔdeɛ ahodoɔ sononko yi ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, aburoo afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ no ho. Monhwɛ sɛ mmoa a mode wɔn rekɔbɔ saa afɔdeɛ no nnii dɛm biara ansa na mode wɔn abɔ saa afɔdeɛ no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/28-f9214fc9b0d8c25452799e76557ed298.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 29

Totorobɛnto Afahyɛ

1 “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan wɔ afe biara mu no, monhyɛ totorobɛnto afahyɛ no. Nnipa no nyinaa de kommyɛ bɛhyia na obiara renyɛ adwuma biara.

2 Saa ɛda no, mode nantwie ba baako, odwennini baako ne nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yeinom yɛ afɔrebɔdeɛ a Awurade ani bɛsɔ na nʼani nso bɛgye ho.

3 Mode aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ no a nantwie no ka ho. Wɔde lita ɛnan bɛka odwennini no ho

4 ɛnna lita mmienu ne fa nso ka nnwammaa no baako biara ho.

5 Ɛsɛ sɛ mosane de ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de yei yɛ mo mpatadeɛ.

6 Saa afɔrebɔ sononko yi ka ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no bosome biara ne ɛda no deɛ no ho; afei nso, ɛka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ a aburoo ne nsã afɔrebɔ ka ho no ho sɛdeɛ afɔrebɔ no ho mmara teɛ no. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.

Mpata Da Afɔrebɔ

7 “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛyɛ ɛda a ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa yɛ komm ahobrɛaseɛ mu wɔ Awurade anim, na ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara yɛ adwuma biara.

8 Saa ɛda no, mobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade—nʼani bɛsɔ. Afɔrebɔdeɛ no yɛ nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara.

9 Fa nantwie ba no siesie atokoɔ afɔdeɛ a mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu ne ngo lita nsia ne fa afra.

10 Lita ɛnan na mode bɛka odwennini no ho ɛnna mode lita mmienu ne fa aka odwammaa baako biara ho.

11 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ. Yei ka bɔne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ de pata ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no daadaa a aduane afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ ka ho.

Asese Afahyɛ

12 “ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛnsɛ sɛ ɛda no, obiara yɛ adwuma. Ɛyɛ nnanson afahyɛ ahyɛaseɛ wɔ Awurade anim.

13 Nneɛma a mode bɛbɔ saa afɔdeɛ sononko yi ama Awurade ani asɔ no bɛyɛ nantwie mma dumiɛnsa, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan.

14 Ɛsɛ sɛ, sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia ne fa ka anantwie mma dumiɛnsa no biara ho. Lita ɛnan ka nnwennini no baako biara ho

15 ɛnna lita mmienu ne fa aka nnwammaa dunan no baako biara ho.

16 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no ho a aburoo ne nsã afɔdeɛ ka ho.

17 “ ‘Ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ saa nnanson afahyɛ no mu no, mode anantwie mma dumienu, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe dunan a wɔnnii dɛm biara bɛbɔ afɔdeɛ.

18 Saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara, mode anantwinini, nnwennini ne nnwammaa no ho aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔahyɛ no bɛka ho.

19 Ɔhyeɛ afɔrebɔ a mobɔ no daa akyi no, mode ɔpapo bɛka atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ no ho abɔ bɔne ho afɔdeɛ.

20 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no so no, mode anantwie mmaa dubaako, nnwennini mmienu, nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara

21 a sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode anantwie, nnwennini ne nnwammaa no ne aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka afɔrebɔdeɛ biara ho.

22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ka daa ɔhyeɛ afɔrebɔ no ho a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho.

23 “ ‘Afahyɛ a ɛtɔ so nan no, mode anantwie mma edu, nnwennini mmienu, ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara

24 a mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho.

25 Afei, momfa ɔpapo a sɛdeɛ moyɛ daa no atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho nka afɔrebɔ a mobɔ no daa no ho.

26 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so enum no, momfa anantwie mma nkron, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara.

27 Sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka ho.

28 Momfa ɔpapo a aburoo afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sononko nka afɔdeɛ ahodoɔ a mobɔ no daa no ho.

29 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nsia no, mode anantwie mma nwɔtwe, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan

30 bɛka wɔn atokoɔ ne wɔn nsã afɔrebɔdeɛ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no.

31 Momfa ɔpapo a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛdeɛ moyɛ no daa no.

32 “ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nson no, mode anantwie mma nson, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan

33 a mode atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho bɛbɔ afɔdeɛ.

34 Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho aka daa afɔrebɔ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no.

35 “ ‘Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, frɛ nnipa no nyinaa na wɔnhyia kommyɛ so. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa ɛda no.

36 Mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Awurade ani sɔ saa afɔdeɛ no. Momfa nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm nson mmɔ afɔdeɛ.

37 Na sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ nka ho.

38 Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho a daa afɔdeɛ a mobɔ no nso ka ho.

39 “ ‘Sɛ mohyia didi afirinhyia no mu a, twa ara na ɛtwa sɛ mobɔ saa afɔdeɛ yi ma Awurade. Na ɛka mo afɔrebɔ a mobɔ fa ɛbɔ a moahyɛ anaa deɛ ɛfiri mo pɛ mu a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ, nsã afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no ho.’ ”

40 Mose kaa saa mmara yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/29-0d5174da4838ae06920fb94c5b05ec50.mp3?version_id=2094—