Categories
4 Mose

4 Mose 10

Dwetɛ Ntotorobɛnto

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Fa dwetɛ a wɔaboro yɛ ntotorobɛnto mmienu na wɔahyɛn de afrɛ nnipa no, na watu ntomadan no akɔ.

3 Sɛ wɔhyɛn ntotorobɛnto mmienu no a, nnipa no bɛhunu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ho ano wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.

4 Na sɛ wɔhyɛn baako pɛ a, na ɛkyerɛ sɛ Israel mmusua no mu mpanimfoɔ na ɛsɛ sɛ wɔba wo nkyɛn.

5 Sɛ mohyɛn de kyerɛ sɛ monkɔ mo anim a, mmusuakuo a wɔwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan apueeɛ fam no bɛtu wɔn atenaeɛ hɔ na wɔakɔ.

6 Sɛ mohyɛn deɛ ɛtɔ so mmienu no a, mmusuakuo a wɔwɔ anafoɔ fam no bɛdi so. Monhyɛn no ntiantia mu mfa nkyerɛ sɛ wɔnkɔ.

7 Na sɛ mofrɛ nnipa no ma wɔbɛhyia a, momfa ɛkwan foforɔ so nhyɛne ntotorobɛnto no.

8 “Aaron mmammarima asɔfoɔ nko ara na wɔbɛma wɔn ɛkwan ama wɔahyɛn ntotorobɛnto no. Yei yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa afiri awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

9 Sɛ moduru Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfoɔ ko na mohyɛn ntotorobɛnto no a, Awurade, mo Onyankopɔn bɛtie mo na wagye mo afiri mo atamfoɔ nsam.

10 Anigyeberɛ mu nso, monhyɛn ntotorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Bosome biara ahyɛaseɛ nso, monhyɛ mfa nnye mo ani wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo apam no. Na mene Awurade mo Onyankopɔn.”

11 Bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so aduonu no a ɛyɛ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no, omununkum no pagyaa ne ho firii Ahyiaeɛ Ntomadan no so,

12 enti Israelfoɔ no firii Sinai ɛserɛ so hɔ dii omununkum no akyi kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa Paran ɛserɛ so.

13 Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtu no duruiɛ no, Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn.

14 Akwantuo no mu no, mmusua a wɔhyɛ Yuda abusuakuo no ase, a Aminadab babarima Nahson tua ano na ɔtu wɔn frankaa na wɔdi ɛkan.

15 Wɔn a wɔdi so ne Isakar abusuakuo a Suar babarima Netanel na ɔdi wɔn anim.

16 Sebulon abusuakuo na wɔdi hɔ a Helon babarima Eliab na ɔdi wɔn anim.

17 Wɔtutuu Ahyiaeɛ Ntomadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wɔfiri Lewifoɔ mu no soaa Ahyiaeɛ Ntomadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu.

18 Afei, Ruben abusuakuo tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur na na ɔdi wɔn anim.

19 Wɔn a na wɔdi so ne Simeon abusuakuo a Surisadai babarima Selumiel na na ɔdi wɔn anim;

20 Gad abusuakuo nso, na Deguel babarima Eliasaf na na ɔdi wɔn anim.

21 Ɛnna Kohatfoɔ no nso na na wɔdi hɔ a wɔsoso kronkronbea hɔ nneɛma. Wɔduruu hɔ no, na wɔahyehyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no wɔ beaeɛ foforɔ hɔ dada.

22 Wɔn a na wɔdi so ne Efraim abusuakuo a na wɔdi wɔn frankaa akyi a Amihud babarima Elisama na ɔdi wɔn anim;

23 ɛnna wɔn a na wɔdi so ne Manase abusuakuo a Pedahsur babarima Gamaliel na na ɔdi wɔn anim;

24 afei, Benyamin abusuakuo na na wɔdi so a Gideoni babarima Abidan na na ɔdi wɔn anim.

25 Wɔn a na wɔtwa toɔ koraa no ne abusuakuo a na Dan abusuakuo frankaa di wɔn anim a na wɔn panin ne Amisadai babarima Ahieser no.

26 Okran babarima Pagiel na na ɔdi Aser abusuakuo anim.

27 Ɛnna na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuo anim.

28 Saa nhyehyɛeɛ yi na mmusuakuo yi faa so tuu wɔn kwan no.

29 Ɛda bi, Mose ka kyerɛɛ nʼakonta Hobab, Midiani Reuel ba sɛ, “Yei nyinaa akyi no, yɛrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yie; ɛfiri sɛ, Awurade ahyɛ Israelfoɔ bɔ a emu yɛ den!”

30 Nanso nʼakonta no buaa no sɛ, “Dabi, ɛsɛ sɛ mekɔ mʼasase so ne mʼabusuafoɔ nkyɛn.”

31 Mose srɛɛ sɛ, “Tena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ, wo na wonim sɛdeɛ ɛserɛ so asetena teɛ enti wo ho bɛba mfasoɔ ama yɛn.

32 Sɛ woba a, nneɛma pa a Awurade de bɛma yɛn no nyinaa, wobɛnya bi.”

33 Wɔfiri Awurade Bepɔ so no, wɔnantee nnansa a Awurade Adaka no di wɔn anim sɛ wɔrekɔpɛ baabi a wɔbɛsoeɛ.

34 Wɔfirii wɔn akwantuo no ase awia a wɔrekɔ no nyinaa na Awurade omununkum no di wɔn anim.

35 Wɔmaa adaka no so kɔɔ wɔn anim kakra no, Mose teaam sɛ,

“Ao, Awurade, sɔre!

Na hwete wʼatamfoɔ;

ma wɔn nyinaa nnwane mfiri wʼanim.”

36 Wɔsoɛɛ adaka no, ɔkaa sɛ,

“Ao, Awurade, sane bra

Israelfoɔ ɔpepe no mu.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/10-66b0de5bae50dfdca045207e997a08ac.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 11

Israelfoɔ Anwiinwii

1 Ankyɛre biara na nnipa no firii aseɛ nwiinwii sɛ nneɛma nkɔ yie mma wɔn, na Awurade teeɛ. Nʼabufuhyeɛ kɔɔ wɔn so wɔ wɔn anwiinwii no ho. Yei enti, Awurade maa ogya bɛhyee beaeɛ a na wɔte hɔ no mfikyire.

2 Wɔteateaam frɛɛ Mose sɛ ɔmmɛgye wɔn. Mose bɔɔ mpaeɛ srɛɛ Awurade maa wɔn na ogya no dumiiɛ.

3 Ɛfiri saa ɛberɛ no, wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Tabera a asekyerɛ ne “Ahyeɛ”, ɛfiri sɛ, ogya a ɛfiri Awurade nkyɛn no hyee wɔn atenaeɛ hɔ.

4 Misraimfoɔ a na wɔwɔ wɔn ntam no kɔn dɔɔ nneɛma pa a na ɛwɔ Misraim no. Yei amma Israelfoɔ no ani ansɔ baabi a na wɔwɔ hɔ no, enti wɔsuu sɛ, “Hwan na ɔbɛma yɛn aduane adi?

5 Ɛberɛ a na yɛwɔ Misraim no, na yɛnya ɛnam ne nsuomnam we. Saa ara nso na na yɛnya kokumba, ɛferɛ, gyeene ne galik nso die.

6 Nanso, seesei deɛ, yɛn ahoɔden so ate na ɛda biara yɛnnya biribiara sɛ mana nko ara.”

7 Na mana no kɛseɛ te sɛ wisa aba na ɛsɛ ɛhyɛ a awaawae firi dubona ho agu fam.

8 Nnipa no tasee firi fam na wɔayam anaa wɔasi no waduro mu ama adane esiam. Wɔwie a, wɔnoa de bi yɛ taterɛ. Woka wʼano a, ɛte sɛ taterɛ a wɔakye wɔ nhahamma ngo mu.

9 Anadwo bosuo mu na mana no tɔ.

10 Mose tee sɛ mmusuakuo no nyinaa gyinagyina, atwa wɔn ntomadan ho ahyia resu. Yei hyɛɛ Awurade abufuo yie. Na anyɛ Mose nso abodwo koraa.

11 Mose bisaa Awurade sɛ, “Adɛn enti na woyɛ me saa na wode saa nnipa a wɔte seyie yi nyinaa adesoa abɛsoa me?

12 Wɔyɛ me mma anaasɛ me nso meyɛ wɔn agya? Yei enti na wode wɔn ama me sɛ menhwɛ wɔn sɛ nkɔkoaa kɔsi sɛ yɛbɛduru asase a wohyɛɛ wɔn agyanom ho bɔ no?

13 Ɛhefa na merekɔfa ɛnam abrɛ nnipa yi? Wɔsu kyerɛ me sɛ, ‘Ma yɛn ɛnam!’

14 Mʼankasa merentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu yɛ duru ma me dodo!

15 Na sɛ saa na wo ne me bɛdi no deɛ a, mesrɛ, kum me seesei ara; ɛbɛyɛ adom ama me! Yi me firi saa ahokyere yi mu!”

16 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ no mu aduɔson ma me; fa wɔn bra Ahyiaeɛ Ntomadan no mu na wo ne wɔn nnyina hɔ.

17 Mɛba hɔ na me ne wo abɛkasa na honhom a ɛwɔ wo so no, mɛfa na mede akɔgu wɔn nso so bi; ɛba saa a, wɔne wo bɛsoa nnipa no adesoa sɛdeɛ ɛrenyɛ wo nko ara wʼadesoa.

18 “Ka kyerɛ nnipa no na wɔnnwira wɔn ho na ɔkyena, wɔbɛnya ɛnam awe. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Awurade ate mo sufrɛ a ɛfa nneɛma a mogyaa no Misraim no ho na ɔrebɛma mo ɛnam. Mobɛwe;

19 ɛnyɛ ɛda koro anaa nnanu anaa nnanum anaa dadu anaa adaduonu!

20 Na bosome baako mu, mobɛwe ɛnam ara ma apuro mo ama afa mo hwene mu. Ɛfiri sɛ, moapo Awurade a ɔka mo ho wɔ ha no, na moasu ama Misraim nso.’ ”

21 Mose kaa sɛ, “Mmarima nko ara mpem ahansia na wɔwɔ ha, ɛnna woahyɛ wɔn bɔ sɛ wobɛma wɔn ɛnam awe ara bosome!

22 Sɛ yɛkum yɛn nnwan ne yɛn anantwie nyinaa koraa a, ɛrenso wɔn so. Ɛsɛ sɛ yɛkyere ɛpo mu ɛnam nyinaa ansa na yɛatumi adi wo bɔhyɛ no so!”

23 Na Awurade bisaa Mose sɛ, “Da bɛn na meyɛɛ mmerɛ? Afei wobɛhunu sɛ mʼasɛm yɛ nokorɛ anaa ɛnyɛ nokorɛ.”

24 Enti Mose firii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ kɔkaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no. Ɔboaboaa mpanimfoɔ aduɔson ano ma wɔtwaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho hyiaeɛ.

25 Na Awurade nam omununkum mu baa fam ne Mose kasaeɛ, na ɔfaa honhom a ɛwɔ Mose so no de guu mpanimfoɔ aduɔson no so. Ɛberɛ a honhom no baa wɔn so kakra no, wɔhyɛɛ nkɔm mmerɛ tiawa bi mu.

26 Nanso na mpanimfoɔ aduɔson no mu baanu a wɔfrɛ wɔn Eldad ne Medad da so wɔ wɔn atenaeɛ hɔ. Na mmerɛ a honhom no baa wɔn so wɔ hɔ no, wɔhyɛɛ nkɔm wɔ hɔ.

27 Mmeranteɛ bi tuu mmirika kɔbɔɔ Mose asɛm a asie no ho amaneɛ

28 na Nun babarima Yosua a na wɔayi no sɛ ɔnyɛ Mose ɔboafoɔ no ampene so, na ɔkaa sɛ, “Owura, ma wɔnnyae!”

29 Mose bisaa no sɛ, “Me ho na woretwe ninkunu yi? Ɛkaa me nko a, na anka Awurade nkurɔfoɔ nyinaa yɛ adiyifoɔ a Awurade de ne honhom agu wɔn nyinaa so!”

30 Afei, Mose ne Israel mpanimfoɔ no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ hɔ.

31 Awurade bɔɔ ahum maa ɛde mmoko firi ɛpo mu bɛguu atenaeɛ hɔ ne ɛho mmaa nyinaa. Baabiara a obi bɛfa no, na nnomaa yi bi atu nenam asase ani bɛyɛ anammɔn ɛnan.

32 Enti ɛda mu no nyinaa, nnipa kyekyeree mmoko no bi kunkumm wɔn awia ne anadwo ne nʼadekyeeɛ nso. Deɛ wannya bi no koraa na ɔnyaa susukora ɔha! Mmoko buu so wɔ atenaeɛ hɔ nyinaa.

33 Na nnipa no firii aseɛ wee mmoa no bi. Wɔhyɛɛ aseɛ weeɛ no, Awurade bo sane fuu wɔn maa ɔde ɔyaredɔm kumm wɔn mu fa kɛseɛ no ara.

34 Enti wɔtoo beaeɛ hɔ edin sɛ Kibrot-Hataawa a asekyerɛ ne, “Akɔnnɔ damena” ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔn ani bere ɛnam na wɔn kɔn adɔ Misraim tena no na wɔsiee wɔn wɔ hɔ.

35 Ɔman no tu firii hɔ kɔtenaa Haserot kakra.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/11-0bc4cc1be1a15846e3274df09afca388.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 12

Miriam Ne Aaron Tia Mose

1 Ɛda koro bi Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ne yere yɛ Etiopiani.

2 Afei, wɔkaa sɛ, “Mose nko ara na Awurade akasa afa ne so? Na yɛn nso ɔnnkasa mfa yɛn so bi anaa?” Na Awurade tee wɔn anwiinwii no.

3 Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sene obiara a ɔte asase yi so.

4 Ntɛm so, ɔfrɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mo baasa no mommra ha.” Enti wɔbɛgyinagyinaa Awurade anim.

5 Afei, Awurade nam omununkum no mu siane ba bɛgyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Ɛberɛ a wɔtwe kɔɔ wɔn anim no,

6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie me,

“Sɛ Awurade odiyifoɔ wɔ mo mu a,

menam anisoadehunu so da me ho adi kyerɛ no,

me kasa kyerɛ no daeɛ mu.

7 Nanso ɛnte saa wɔ me ɔsomfoɔ Mose ho.

Me fie nyinaa mu, ɔyɛ ɔnokwafoɔ.

8 Me ne no kasa animu ne animu,

kasa a emu da hɔ na ɛnyɛ abɛbuo.

Na ɔhunu Awurade sɛdeɛ ɔteɛ.

Adɛn enti na moansuro

sɛ mobɛkasa atia me ɔsomfoɔ Mose?”

9 Afei, Awurade bo fuu wɔn denden pa ara ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ.

10 Ɛberɛ a omununkum no refiri Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi no, amonom hɔ ara, kwata bɛduruu Miriam ho fitaa. Aaron hunuu asɛm a asi no,

11 ɔteaam sɛ, “Ao, Owura, nnyina saa bɔne yi so nntwe yɛn aso; yɛyɛ nkwaseafoɔ sɛ yɛyɛɛ adeɛ a ɛte saa.

12 Mma no nyɛ sɛ owufoɔ a ne fa aporɔ firi nʼawoɔ mu.”

13 Na Mose teaam frɛɛ Awurade sɛ, “Ao, Onyankopɔn, mesrɛ wo sɛ sa no yadeɛ!”

14 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɛ nʼagya tee ntasuo guu nʼanim a, anka ne ho bɛgu fi nnanson. Monyi no mfiri atenaeɛ ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyire no, ɔbɛtumi aba bio.”

15 Enti wɔtwaa Miriam asuo firii atenaeɛ hɔ ma ɔkɔdii nnanson. Nnipa no twɛn kɔsii sɛ wɔsane de no baeɛ ansa na wɔretu kwan no bio.

16 Ɛno akyi, wɔfirii Haserot bɛbɔɔ atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/12-f8b69a3d6b4c1a6afa1b337361ec1673.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 13

Akwansrafoɔ Kɔ Kanaan Asase So

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Soma akwansrafoɔ na wɔnkɔ Kanaan asase so—asase a mede rema; soma mmusuakuo dumienu no mu biara ntuanoni.”

3 Enti Mose yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no. Ɔsomaa mmarima dumienu a wɔn nyinaa yɛ mmusuakuo ntuanofoɔ firi wɔn atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so.

4 Saa mmusuakuo no ne wɔn mpanimfoɔ no edin na ɛdidi so yi:

Ruben abusuakuo no ntuanoni ne Sakur babarima Samua;

5 Simeon abusuakuo no ntuanoni ne Hori babarima Safat;

6 Yuda abusuakuo no ntuanoni ne Yefune babarima Kaleb;

7 Isakar abusuakuo no ntuanoni ne Yosef babarima Igal;

8 Efraim abusuakuo no ntuanoni ne Nun babarima Hosea;

9 Benyamin abusuakuo no ntuanoni ne Rafu babarima Palti;

10 Sebulon abusuakuo no ntuanoni ne Sodi babarima Gadiel;

11 Manase abusuakuo (a ɛyɛ Yosef abusuakuo no mu fa) no ntuanoni ne Susi babarima Gadi;

12 Dan abusuakuo no ntuanoni ne Gemali babarima Amiel;

13 Aser abusuakuo no ntuanoni ne Mikael babarima Setur;

14 Naftali abusuakuo no ntuanoni ne Wofsi babarima Nahbi

15 Gad abusuakuo no ntuanoni ne Maki babarima Geuel.

16 Nnipa yi na Mose somaa wɔn ma wɔkɔsraa Kanaan asase no. Mose na ɔmaa Nun ba Hosea edin Yosua.

17 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ atifi fam wɔ Negeb bepɔ no so

18 na monhwɛ sɛdeɛ ɛhɔ asase no te; afei, monhwɛ wɔn a wɔte hɔ no nso tebea mu sɛ wɔwɔ ahoɔden anaa wɔyɛ mmerɛ, sɛ wɔdɔɔso anaa wɔsua

19 anaasɛ asase no mu wɔ sradeɛ anaasɛ nso sradeɛ nni mu, ne nkuro a ɛwɔ hɔ, sɛ ɛyɛ nkuraa anaa wɔabɔ ho ban,

20 sɛ asase no yɛ asasebereɛ anaa asasenini anaasɛ nnua pii wɔ so. Monnsuro na momfa ɛhɔ nnɔbaeɛ no bi mmra.” Saa ɛberɛ no na wɔrete bobe atekane.

21 Enti wɔkɔsraa asase no firi Sin ɛserɛ so kɔsii Rehob a ɛbɛn Hamat no.

22 Wɔrekɔ atifi fam no, wɔdii ɛkan faa Negeb bɛduruu Hebron. Ɛhɔ na wɔhunuu Anak asefoɔ a wɔfrɛ wɔn Ahiman, Sesai ne Talmai. Hebron yɛ kuro dada. Wɔkyekyeree saa kuro no ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Misraim no.

23 Afei, wɔbaa baabi a seesei wɔfrɛ hɔ “Eskol” a aseɛ ne “Siaka”, ɛfiri sɛ, wɔhunuu bobe siaka bebree wɔ hɔ! Wɔtwaa siaka baako a nnipa baanu na wɔwuraa no dua soaeɛ. Ɛnna wɔfaa ateaa ne borɔdɔma aba sɛ adekyerɛdeɛ de kɔeɛ.

24 Saa ɛberɛ no, Israelfoɔ no too subɔnhwa hɔ edin sɛ “Eskol” a asekyerɛ ne “Siaka”, ɛfiri sɛ, wɔhunuu bobe no siaka pii wɔ hɔ.

25 Adaduanan akyi, wɔfirii wɔn akwantuo no mu baeɛ.

26 Wɔkaa deɛ wɔkɔhunuiɛ nyinaa kyerɛɛ Mose ne Aaron ne nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa ne wɔn a wɔwɔ Paran ɛserɛ so wɔ Kades na wɔde aduaba a wɔde baeɛ no kyerɛeɛ.

27 Asɛm a wɔbɛkaeɛ ne sɛ, “Yɛduruu asase a wosomaa yɛn sɛ yɛnkɔsra so no so, na nokwasɛm, ɛyɛ ɔman a ɛyɛ fɛ—asase a ɛwoɔ ne nufosuo sen wɔ so. Aduaba a yɛde baeɛ yi di ho adanseɛ.

28 Nanso na nnipa a wɔtete hɔ no yɛ den. Wɔn nkuro no soso na wɔabɔ ho ban nso. Yɛhunuu Anak asefoɔ akantinka nso wɔ hɔ.

29 Amalekfoɔ te anafoɔ ɛnna Hetifoɔ, Yebusifoɔ ne Amorifoɔ nso tete mmepɔ so. Ɛnna Kanaanfoɔ nso tete ntam ɛpo no ne Yordan subɔnhwa ntam.”

30 Na ɛberɛ a nnipa no gyina Mose anim no, Kaleb sane hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, “Momma yɛmforo nkɔ hɔ prɛko pɛ na yɛnkɔgye wɔn nsam, ɛfiri sɛ, yɛbɛtumi adi wɔn so nkonim.”

31 Akwansrafoɔ no bi kaa sɛ, “Nanso ɛnyɛ ahoɔdenfoɔ sei na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn di asie. Wɔbɛtɔre yɛn ase!”

32 Akwansrafoɔ no mu fa kɛseɛ no ara asɛm a wɔkaeɛ no maa Israelfoɔ no aba mu buiɛ. Wɔkaa sɛ, “Akofoɔ bebree wɔ asase no so na ɛhɔ nnipa nso yɛ ahoɔdenfoɔ,

33 na yɛhunuu Anakfoɔ no bi a ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ mu wɔyɛ abrane no. Sɛ yɛne wɔn gyina hɔ a, na yɛayɛ te sɛ mmɛbɛ wɔ yɛn ani so. Na saa nso na yɛyɛɛ wɔ wɔn ani soɔ.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/13-326cc3624e2ccc843e660665084fa9b2.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 14

Nnipa No Tee Atua

1 Afei, nnipa no nyinaa firii aseɛ suu dendeenden anadwo no nyinaa.

2 Wɔde nne korɔ kasa tiaa Mose ne Aaron. Wɔsuu sɛ, “Sɛ yɛwuwuu wɔ Misraim anaa ɛserɛ so ha a, anka yɛpɛ no saa ara

3 sen sɛ wɔde yɛn bɛkɔ kuro a ɛwɔ yɛn anim no so. Awurade bɛkum yɛn wɔ hɔ na yɛn yerenom ne yɛn mma ayɛ nkoa wɔ hɔ. Momma yɛmfiri ha na yɛnkɔ Misraim!”

4 Saa asɛm yi dii wɔn nyinaa tirim dɛm. Enti wɔteaam sɛ, “Momma yɛnyi ɔpanin bi na ɔnni yɛn anim nsane mfa yɛn nkɔ Misraim.”

5 Afei, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Israelfoɔ no anim.

6 Akwansrafoɔ baanu, a wɔn ne Nun babarima Yosua ne Yefune babarima Kaleb sunsuanee wɔn ntadeɛ mu

7 na wɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Asase a ɛda yɛn anim no yɛ asase pa.

8 Na sɛ yɛsɔ Awurade ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so dwoodwoo na ɔde hɔ ahyɛ yɛn nsa. Ɛyɛ asase bereɛ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sen wɔ soɔ, na ɔde bɛma yɛn.

9 Ao, monnyɛ dɔm ntia Awurade, na monnsuro nnipa a wɔwɔ asase no so no nso. Na wɔte sɛ burodo bi a yɛdie ma yɛn! Awurade ne yɛn wɔ hɔ na wɔn deɛ, wayi ne nsa afiri wɔn so! Monnsuro wɔn!”

10 Nanso mmuaeɛ a nnipa no maeɛ ara ne sɛ, wɔbɛsi wɔn aboɔ. Afei, Awurade animuonyam baeɛ

11 na Awurade bisaa Mose sɛ, “Nnipa yi bɛbu me animtia akɔsi da bɛn? Anwanwadeɛ dodoɔ a mayɛ akyerɛ wɔn yi nyinaa akyi no, wɔnnye me nni?

12 Mɛgye wɔn nsam nneɛma a mede ama wɔn nyinaa na mama ɔyaredɔm asɛe wɔn na mayɛ mo ɔman kɛseɛ a ɛso sene wɔn!”

13 Mose srɛɛ Awurade sɛ, “Na sɛ Misraimfoɔ yi te a, ɛdeɛn asɛm na wɔbɛdwene? Wɔn nyinaa hunuu tumi a wonam so de gyee wo nkurɔfoɔ.

14 Wɔaka saa asɛm yi akyerɛ wɔn a wɔte asase yi so a wɔnim, Awurade, sɛ wowɔ Israel afa, na wo ne wɔn kasa anim ne anim. Wɔhunu omununkum dum ne ogya sɛ ɛgyina yɛn atifi, na wɔnim sɛ wodi yɛn anim bɔ yɛn ho ban awia ne anadwo.

15 Na sɛ wokum wo nkurɔfoɔ nyinaa a, aman a wɔate wo din no bɛka sɛ,

16 ‘ɛsɛ sɛ Awurade kum wɔn, ɛfiri sɛ, wantumi anhwɛ wɔn so wɔ ɛserɛ so hɔ. Ɔnni ahoɔden a ɔnam so bɛtumi de wɔn aba asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so.’

17 “Ao, mesrɛ wo, fa wo tumi kɛseɛ a ntoboaseɛ wɔ mu no so fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, na dɔ yɛn yie. Ɛwom sɛ woaka sɛ,

18 ‘Awurade bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso. Nanso ɔbɔnefoɔ remfa ne ho nni a wɔntwe nʼaso; nanso, fa yɛn bɔne kyɛ yɛn. Yɛnim sɛ wonam agyanom bɔne so twee wɔn mma a wɔwɔ awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nan mu no aso.’

19 Ao, mesrɛ wo, fa saa nnipa yi bɔne kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, wo dɔ enti, wode wɔn bɔne akyɛ wɔn firi Misraim abɛsi saa ɛberɛ yi.”

20 Awurade kaa sɛ, “Ɛyɛ, mede bɛkyɛ wɔn sɛdeɛ woabisa no.

21 Nanso, sɛ mete ase yi, na Awurade animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma yi,

22 saa nnipa yi mu biara rensi asase no so ɛda biara da. Wɔahunu mʼanimuonyam ne anwanwadeɛ a meyɛɛ wɔ Misraim ne ɛserɛ so no, nanso ɛberɛ biara wɔyɛ asoɔden de sɔ me hwɛ.

23 Wɔrenhunu asase a mede hyɛɛ wɔn agyanom bɔ no. Wɔn a wɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ me no mu biara rensi hɔ.

24 Nanso, mʼakoa Kaleb yɛ onipa sononko. Wadi me nsɛm so pɛpɛɛpɛ. Mede no bɛkɔ asase a ɔkɔɔ so sɛ ɔkwansrafoɔ no, na nʼasefoɔ anya ɛhɔ mu kyɛfa.

25 Nanso, ɛsiane sɛ Israelfoɔ suro Amalekfoɔ na Kanaanfoɔ tete bɔnhwa mu no enti, ɔkyena, ɛsɛ sɛ mosane de mo ani kyerɛ Po Kɔkɔɔ no kɔ ɛserɛ so.”

26 Awurade bisaa Mose ne Aaron sɛ,

27 “Da bɛn na saa nnipa bɔnefoɔ yi bɛgyae me ho nkɔmmɔdie? Na mate nsɛm a wɔka fa me ho nyinaa.

28 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Awurade ka ntam sɛ ɔbɛyɛ deɛ mosuro.

29 Mo nyinaa mobɛwuwu wɔ ɛserɛ so ha: Ɛfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ no a wɔadi me ho nkɔmmɔ no,

30 wɔn mu biara renkɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔn a wɔbɛkɔ hɔ ara ne Yefune babarima Kaleb ne Nun babarima Yosua.

31 Moka sɛ mo mma bɛyɛ nnipa a wɔte asase no so no nkoa. Ɛyɛ, mede wɔn bɛkɔ asase no so dwoodwoo ama wɔakɔfa deɛ mose mompɛ no.

32 Na mo deɛ, mo amu na ɛbɛka ɛserɛ so ha.

33 Ɛsɛ sɛ mokyini ɛserɛ so ha sɛ atutenafoɔ mfeɛ aduanan. Saa ɛkwan yi so na mobɛfa atua mo gyidie a monni ho ka kɔsi sɛ onipa a ɔtwa toɔ no bɛwu atɔ ɛserɛ so ha.

34 Esiane sɛ akwansrafoɔ no tenaa asase no so adaduanan no enti, ɛsɛ sɛ mo nso mokyinkyini ɛserɛ no so mfeɛ aduanan a afe biara gyina hɔ ma ɛda koro a ɛyɛ mo bɔne so akatua. Sɛ meyɛ obi ɔtamfoɔ a mobɛhunu sɛdeɛ ɛteɛ.’

35 Me, Awurade, na makasa. Mo mu biara a wayɛ dɔm atia me no bɛwu wɔ ɛserɛ so ha.”

36 Akwansrafoɔ edu no a wɔbɔɔ nnipa no hu ma wɔyɛɛ dɔm tiaa Awurade no,

37 wɔkunkumm wɔn wɔ Awurade anim.

38 Akwansrafoɔ no nyinaa, Kaleb ne Yosua nko ara na wɔtenaa ase.

39 Mose kɔkaa nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no no, wɔn nyinaa werɛ hoeɛ.

40 Wɔsɔree anɔpahema sɛ wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Wɔkaa sɛ, “Yɛahunu sɛ yɛayɛ bɔne, nanso, yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ asase a Awurade hyɛɛ yɛn ho bɔ no so.”

41 Nanso, Mose kaa sɛ, “Aka akyi. Afei, morebu Awurade asɛm a ɔkaa sɛ monsane nkɔ ɛserɛ so no so.

42 Monnkɔ sɛdeɛ moasusu no, anyɛ saa a, atamfoɔ no bɛdi mo so, ɛfiri sɛ, Awurade nni mo afa.

43 Mo werɛ afiri sɛ Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ wɔ hɔ? Moapa Awurade enti ɔno nso bɛpa mo.”

44 Nanso, wɔtoaa so foro kɔɔ bepɔ no so a ɛmfa wɔn ho sɛ Awurade adaka no ne Mose mu biara amfiri atenaeɛ hɔ.

45 Afei, Amalekfoɔ ne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ no so no siane baa fam bɛto hyɛɛ wɔn so boroo wɔn ara kɔsii Horma.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/14-a1060bb6e14f0d2bcf372669b9cb1eef.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 15

Afɔrebɔ Ahodoɔ Ho Mmara

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mokɔtena asase a mede ama mo no so

3 na mopɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara a wɔbɔ no ogya so ma ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aboa a ɔfiri mo nnwankuo anaa anantwibuo mu. Sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, anaa afɔrebɔ a wɔde hyɛ bɔ, anaa afɔrebɔ a ɛfiri ɔpɛ mu, anaa afɔrebɔ a wɔbɔ no afirinhyia mu nnapɔnna bi mu no a, ɛsɛ sɛ wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ka ho.

4 Deɛ ɔde ba no, ɛsɛ sɛ ɔde aduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ esiam kilogram mmienu a wɔde ngo lita baako afra ka ho ma Awurade.

5 Odwammaa biara a wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, ɛsɛ sɛ wɔde nsã afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ bobesa lita baako ka ho.

6 “ ‘Sɛ odwennini na wode rebɔ afɔdeɛ a, fa esiam lita mmiɛnsa fra ngo lita baako,

7 ne bobesa lita baako sɛ ɔnom afɔrebɔdeɛ. Yei ne afɔrebɔ a ɛbɛsɔ Awurade ani.

8 “ ‘Sɛ wosiesie nantwie ba ma ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔrebɔdeɛ de hyɛ bɔ sononko bi anaa ayɔnkofa asikyiresiam afɔdeɛ a worebɔ ama Awurade a,

9 fa atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia ne fa ne ngo lita mmienu ka nantwie no ho

10 a bobesa lita mmienu ka ho sɛ ɔnom afɔrebɔdeɛ. Egya na wɔde bɛbɔ saa afɔdeɛ yi na asɔ Awurade ani.

11 Yei ne mmara a ɛka nantwie, odwennini, odwammaa anaa abirekyie ba a wɔde bɔ afɔdeɛ ho.

12 Afɔrebɔdeɛ biara a mo mu biara de bɛkɔ no, ɛsɛ sɛ ɔfa saa ɛkwan yi so.

13 “ ‘Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne mo teɛ a wɔpɛ sɛ wɔfa ogya afɔrebɔ so sɔ Awurade ani no nyinaa di saa mmara yi so.

14 Na sɛ ahɔhoɔ a wɔte mo mu no pɛ sɛ wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma ɛsɔ Awurade ani a, ɛsɛ sɛ wɔfa saa ɛkwan korɔ no ara so.

15 Mmara no wɔ hɔ ma mo nyinaa—ɔmanfoɔ ne ahɔhoɔ; na ɛyɛ nokorɛ a ɛtim hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so sɛ wɔn nyinaa yɛ pɛ wɔ Awurade anim.

16 Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo nyinaa.’ ”

17 Awurade ka kyerɛɛ Mose saa ɛberɛ no sɛ,

18 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, sɛ wɔduru asase a mede rebɛma wɔn no so

19 na wɔdi asase no so aduane a, wɔmfa bi mmɔ afɔdeɛ mma Awurade.

20 Atokoɔ a mobɛyam a ɛdi ɛkan no, momfa nto ɔfam nto nkyɛn sɛ akyɛdeɛ sɛdeɛ moyɛ atokoɔ otwakane no wɔ ayuporobea no.

21 Ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔdeɛ a ɛfiri mo aduane a ɛdi ɛkan a moanya mu yi ma Awurade.

Bɔne A Wɔanhyɛ Da Anyɛ Afɔrebɔ

22 “ ‘Sɛ mo mu bi firi awerɛfirie mu bu saa mmara a Awurade nam Mose so de ama mo yi so,

23 na sɛ daakye mo asefoɔ bu mmara ahodoɔ a Awurade nam Mose so de ama mo yi so,

24 na sɛ wɔfom awerɛfirie mu a nnipa no nnim a, ɛsɛ sɛ wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ne ɔnom afɔrebɔdeɛ ne ɔpapo a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ka ho ma Awurade.

25 Na ɔsɔfoɔ no ayɛ mpatadeɛ ama Israelfoɔ nyinaa na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn; ɛfiri sɛ, ɛyɛ mfomsoɔ, na wɔnam ɔhyeɛ afɔrebɔ so abɔ afɔdeɛ wɔ Awurade anim a wɔn bɔne afɔrebɔdeɛ ka ho.

26 Wɔde nnipa no nyinaa a ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu ka ho no bɔne bɛkyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, ɔmanfoɔ no nyinaa na wɔyɛɛ mfomsoɔ a wɔanhyɛ da; na wɔde akyɛ wɔn nyinaa.

27 “ ‘Sɛ obi yɛ mfomsoɔ awerɛfirie mu a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibereɛ ba a wadi afe bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ

28 na ɔsɔfoɔ no ayɛ mpatadeɛ ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.

29 Saa mmara yi wɔ hɔ ma Israelfoɔ ne ananafoɔ a wɔte mu mu no.

30 “ ‘Na sɛ obi boapa yɛ mfomsoɔ a, sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔnanani no, ɔgu Awurade din ho fi, enti wɔbɛyi no afiri nnipa no mu.

31 Mperɛ dodoɔ a wɔabu Awurade asɛm animtiaa na wɔboapa abu Awurade mmara so no, ɛsɛ sɛ wɔyi no firi nnipa no mu na ne bɔne gu ne tiri so.’ ”

Homeda Sobu, Ɛho Asotwe

32 Ɛda bi a Israelfoɔ no wɔ ɛserɛ so no, wɔkyeree wɔn mu baako sɛ ɔrebubu mmabaa homeda.

33 Wɔkyeree no de no kɔɔ Mose ne Aaron ne atemmufoɔ bi anim.

34 Wɔde no too afiase kɔsii sɛ wɔhunuu Awurade adwene a ɔwɔ wɔ saa onipa no ho.

35 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔkum saa onipa no. Nnipa no nyinaa nsi no aboɔ wɔ atenaeɛ no akyi baabi.”

36 Enti wɔde no kɔɔ atenaeɛ no akyi baabi kɔsii no aboɔ sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

37 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

38 “Ka kyerɛ Israelfoɔ na wɔmma biribi nsensɛne wɔn ntadeɛ ano mfiri awoɔ ntoatoasoɔ so nkɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so a ɛbɛyɛ mmara a ɛtim hɔ daa na wɔmfa ahoma tuntum nkyekyere sɛ nkaeɛ adeɛ mfam ntadeɛ ano.

39 Saa mmara yi botaeɛ ne sɛ, ɛberɛ biara a mobɛhunu saa adeɛ yi no, mobɛkae Awurade mmara a wɔahyɛ mo no, na moadi nʼapɛdeɛ so, na moamfa mo ankasa mo akwan sɛdeɛ na moyɛ de som anyame afoforɔ no.

40 Ɛbɛkae mo ama moayɛ kronkron ama Onyankopɔn.

41 Mene Awurade mo Onyankopɔn a mede mo firi Misraim asase so baeɛ no. Aane, mene Awurade mo Onyankopɔn.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/15-4abb249e0799e13e6c8b11bab821373c.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 16

Kora Atuateɛ

1 Ɛda koro bi Kora, Ishar a ɔyɛ Lewi babarima Kohat aseni ne Datan ne Abiram a wɔyɛ Eliab mmammarima ne On a ɔyɛ Pelet babarima a wɔn baasa no firi Ruben abusuakuo mu bɔɔ pɔ

2 tiaa Mose. Na mpanimfoɔ atitire ahanu aduonum a wɔn nyinaa fra agyinatukuo no mu no ka ho.

3 Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ. “Mo ahomasoɔ no amee yɛn; monnyɛ kronn nsene obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Adɛn enti na moma mo ho so sene obiara wɔ ɛberɛ a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?”

4 Mose tee saa asɛm yi no, ɔde nʼanim butuu fam.

5 Ɔka kyerɛɛ Kora ne wɔn a wɔka ne ho no sɛ, “Anɔpa, Awurade bɛkyerɛ mo wɔn a wɔyɛ ne dea ne deɛ ɔyɛ kronkron ne deɛ wɔayi no sɛ ne ɔsɔfoɔ.

6 Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie: Wo, Kora, ne wɔn a wɔka wo ho, ɔkyena momfa aduhwamhyeɛ nkukuo

7 na monhye aduhwam wɔ mu wɔ Awurade anim. Na yɛbɛhunu deɛ Awurade ayi no sɛ ne kronkronni. Afei deɛ, Lewifoɔ moayɛ ama aboro so.”

8 Mose sane bisaa Kora sɛ,

9 “Yi a Israel Onyankopɔn ayi wo afiri nnipa bebree mu ama woabɛn no pɛɛ no, a woyɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan mu adwuma, na wotumi gyina nnipa anim yɛ asɔfodwuma no yɛ wo ade kumaa?

10 Ɛnyɛ wo anisɔ sɛ ɔde saa adwuma yi ahyɛ Lewifoɔ nko ara nsa? Afei deɛ, woagyina pintinn sɛ woregye asɔfodwuma no ayɛ?

11 Deɛ worehwehwɛ ara ne no! Ɛno enti na woreyɛ dɔm atia Awurade. Na ɛdeɛn na Aaron ayɛ a wompɛ?”

12 Afei Mose frɛɛ Eliab mmammarima Datan ne Abiram, nanso wɔankɔ.

13 Wɔkaa sɛ, “Wosusu sɛ ɛyɛ asɛnketewa sɛ wode yɛn firi yɛn asase pa Misraim so de yɛn aba ɛserɛ so sɛ worebɛkum yɛn, na afei, wopɛ sɛ wodi yɛn so ɔhene?

14 Afei, womfaa yɛn mmaa asase pa a wohyɛɛ yɛn ho bɔ no so, ɛnna nso wommaa yɛn asase biara a yɛnyɛ so adwuma. Hwan na worepɛ no abu no kwasea? Yɛremma”.

15 Mose bo fuiɛ na ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Nnye wɔn afɔrebɔdeɛ biara! Menwiaa wɔn afunumu baako mpo na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.”

16 Mose ka kyerɛɛ Kora sɛ, “Ɔkyena wo ne wo nnamfonom nyinaa mmra Awurade anim wɔ ha. Aaron nso bɛba ha bi.

17 Monkae na momfa mo aduhwamhyeɛ nkukuo a aduhwam gu so mmra. Obiara mfa aduhwamhyeɛ kukuo mmra. Ne nyinaa dodoɔ yɛ ahanu aduonum, na momfa mmrɛ Awurade. Na Aaron nso de ne deɛ bɛba ha bi.”

18 Enti wɔyɛɛ saa. Wɔde wɔn aduhwamhyeɛ nkukuo baeɛ. Wɔsɔɔ ano de aduhwam guu so na wɔne Mose ne Aaron bɛgyinagyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.

19 Na Kora ahwanyane ɔman no nyinaa atia Mose ne Aaron enti, na wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano rehwɛ. Afei, Awurade de animuonyam baa nnipa no nyinaa so

20 na Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,

21 “Montwe mo ho mfiri saa nnipa yi ho na manya ɛkwan asɛe wɔn ntɛm.”

22 Nanso, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim. Wɔsrɛɛ sɛ, “Ao, Onyankopɔn, amansan nyinaa Onyankopɔn, sɛ onipa baako yɛ bɔne a, na ɛsɛ sɛ wo bo fu nnipa no nyinaa?”

23 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

24 “Ɛnneɛ ka kyerɛ nnipa no na wɔmfiri Kora, Datan ne Abiram ntomadan no mu.”

25 Enti, Mose yɛɛ ntɛm kɔɔ Datan ne Abiram ntomadan no mu a Israel mpanimfoɔ ahanu aduonum di nʼakyi. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ,

26 “Ntɛm, momfiri saa nnipabɔnefoɔ yi ntomadan mu na mommfa mo nsa nka wɔn biribiara. Sɛ moyɛ saa a, wɔde mo bɛka wɔn bɔne a wɔayɛ no ho na wɔbɛsɛe mo ne wɔn nyinaa.”

27 Enti, nnipa no firii Kora, Datan ne Abiram ntomadan no mu kɔgyinagyinaa akyire. Ɛnna Datan ne Abiram nso ne wɔn yerenom ne wɔn mma bɛgyinagyinaa wɔn ntomadan no akwan ano.

28 Mose kaa sɛ, “Ɛnam yei so bɛma moahunu sɛ, Awurade na ɔsomaa me sɛ menyɛ deɛ mayɛ yi nyinaa. Ɛnyɛ me ara me tumi mu na mefiri yɛɛ saa.

29 Sɛ owuo nko ara na ɛbɛto saa nnipa yi, anaa sɛ wɔhunu deɛ ɛtaa ba nnipa so nko ara a, na ɛnyɛ Awurade na wasoma me.

30 Na sɛ Awurade nam anwanwakwan so pae asase mu ma emu bue na ɛmene wɔn ne wɔn ahodeɛ na sɛ wɔkɔ asamando anikann a, ɛbɛma moahunu sɛ, saa nnipa yi bu Awurade animtia.”

31 Wankasa anwie koraa, asase a ɛwɔ wɔn ase no mu paee prɛko pɛ,

32 na ɛmenee wɔn ne wɔn ntomadan, wɔn abusuafoɔ, wɔn nnamfonom a na wɔgyinagyina wɔn ho ne wɔn agyapadeɛ nyinaa.

33 Enti, wɔwuraa asase mu anikann kɔɔ asamando na asase no sane ka too mu ma wɔyeraeɛ.

34 Israelfoɔ nyinaa de nteateamu dwaneeɛ, ɛfiri sɛ, “Nna wɔsuro sɛ asase no bɛmene wɔn nso!”

35 Afei, ogya firi Awurade nkyɛn bɛhyee nnipa ahanu aduonum a na wɔrehye aduhwam no nyinaa.

36 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

37 “Ka kyerɛ ɔsɔfoɔ Aaron babarima Eleasa sɛ ɔnyi aduhwamhyeɛ nkukuo no mfiri ogya no mu, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron, na ɔnyi gyasramma no

38 mfiri saa nnipa a wɔayɛ bɔne awu no aduhwamhyeɛ nkukuo no aseɛ. Ɔbɛboro aduhwamhyeɛ nkukuo no ama ayɛ trawa na ɔde akata afɔrebukyia no so. Saa aduhwamhyeɛ nkukuo yi yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, wɔde adi dwuma wɔ Awurade anim. Na afɔrebukyia no nkatasoɔ yi bɛyɛ kɔkɔbɔ ama Israelfoɔ.”

39 Enti, ɔsɔfoɔ Eleasa faa aduhwamhyeɛ nkukuo ahanu aduonum no na ɔboro ma ɛyɛɛ ntrawa na ɔde kataa afɔrebukyia no so,

40 na Israelfoɔ no nam so akae sɛ obiara a wɔmmaa no ho kwan anaa ɔmfiri Aaron ase no, ɔnni ho kwan sɛ ɔba Awurade anim bɛhye aduhwam. Sɛ ɔyɛ saa a, asɛm a ɛtoo Kora ne nʼahokafoɔ no bi bɛto no. Sei na Mose yɛɛ deɛ Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

41 Adeɛ kyee anɔpa no, nnipa no nyinaa firii aseɛ nwiinwii tiaa Mose ne Aaron sɛ, “Moakum Awurade nkurɔfoɔ.”

42 Ankyɛre koraa, nnipa no nyinaa boaa wɔn ho ano. Wɔgu so rehwɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no, prɛko pɛ, omununkum no pueeɛ ma wɔhunuu Awurade animuonyam nwanwaso no.

43 Mose ne Aaron bɛgyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano,

44 na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

45 “Twe wo ho firi saa nnipa yi mu na matumi asɛe wɔn prɛko pɛ.” Nanso, Mose ne Aaron de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim.

46 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Ntɛm, fa aduhwamhyeɛ kukuo no na yi ogya firi afɔrebukyia no so gu mu. Fa aduhwam gu so na fa fa nnipa no mu ntɛm so fa kɔyɛ mpatadeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, Awurade abufuo aduru wɔn so. Ɔyaredɔm no afiri aseɛ.”

47 Aaron yɛɛ deɛ Mose hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔtuu mmirika faa nnipa no mu. Na ɔyaredɔm no aba ampa, na ɔhyee aduhwam no de yɛɛ mpatadeɛ maa wɔn.

48 Na ɔgyinaa ateasefoɔ ne awufoɔ ntam, na ɔyaredɔm no gyaeeɛ,

49 nanso, na nnipa mpem dunan ne ahanson awuwu dada abɛka wɔn a wɔne Kora wuwuiɛ ɛda a ɛdi animu no ho.

50 Ɔyaredɔm no gyaeeɛ no, Aaron sane kɔɔ Mose nkyɛn wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/16-fbf9c1c49b79034f5a9fe62c73ddcde1.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 17

Aaron Poma Fefɛ

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, abusua biara ɔdaanoni no ntwa poma na ɔntwerɛ ne din wɔ ho.

3 Aaron din na wɔbɛtwerɛ agu Lewi abusuakuo poma no ho.

4 Momfa mpoma yi ngu Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyiaeɛm wɔ baabi a mehyia mo wɔ adaka no anim hɔ no.

5 Menam mpoma yi so bɛkyerɛ onipa a mɛyi no no, na ne poma no ho bɛfefɛ! Ɛno akyi, anwiinwii a wɔnwiinwii tia wo no nyinaa to bɛtwa.”

6 Enti, Mose hyɛɛ saa mmara yi maa nnipa no maa ahemfo dumienu no a Aaron ka wɔn ho de wɔn mpoma brɛɛ no.

7 Ɔde guu Awurade anim wɔ Adanseɛ Ntomadan no mu hɔ.

8 Adeɛ kyeeɛ a ɔkɔɔ mu no, ɔhunuu sɛ Aaron poma a ɛwɔ hɔ ma Lewi abusuakuo no afefɛ ayɛ frɔmm, aso aba a ɛsensɛn so.

9 Ɛberɛ a Mose de firii Awurade hɔ baeɛ sɛ ɔde rebɛkyerɛ nkurɔfoɔ no, wɔhunuiɛ no, wɔn ho dwirii wɔn. Afei, obiara gyee ne poma, gye Aaron nko.

10 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmfa Aaron poma no nto adaka no ho pɛɛ na ɔmfa nkae saa adɔnyɛ no. Na ɛsɛ sɛ ɔde ba bɛkyerɛ nnipa no bio na sɛ anwiinwii bi wɔ hɔ a ɛtia Aaron tumi a, ɛbɛsi amanehunu foforɔ a anka ɛbɛba nnipa no so no ano.

11 Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

12 Nanso Israelfoɔ no kɔɔ so nwiinwiiɛ sɛ, “Yɛyɛ teaseawuo.

13 Obiara a ɔbɛbɛn Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no ho no wu. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ase hye anaa?”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/17-6ea4c8639f154b62b4d99e4217f4bd8d.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 18

Asɔfoɔ Ne Lewifoɔ Asɛdeɛ

1 Awurade kasa kyerɛɛ Aaron sɛ, “Wo, wo mmammarima ne wʼabusuafoɔ a wɔfiri Lewi abusuakuo mu no, mfomsoɔ biara a ɛfa kronkronbea hɔ no ho asodie bɛda mo so. Na sɛ biribi ankɔ so yie wɔ asɔfodwuma no mu a, wɔbɛbisa wo ne wo mmammarima ho asɛm.

2 Fa wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ Lewi abusuakuo no mu ma wɔmmoa wo mmammarima wɔ dwumadie kronkron no a wɔyɛ no Ahyiaeɛ Ntomadan no anim.

3 Ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no hwɛ yie na wɔansɔ biribiara a ɛyɛ kronkron wɔ afɔrebukyia no so mu. Sɛ wɔyɛ saa a, mɛsɛe wo ne wɔn.

4 Obiara a ɔmfiri Lewi abusua mu nni ho kwan sɛ ɔboa wo ɛkwan biara so.

5 “Kae sɛ asɔfoɔ no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔdi dwuma a ɛho te wɔ kronkronbea hɔ ne afɔrebukyia no so. Sɛ wodi saa mmara yi so a, Onyankopɔn abufuo no remma Israelfoɔ no so bio sɛ wɔabu mmara yi so.

6 Meka bio sɛ, Lewifoɔ a wɔyɛ wo nkurɔfoɔ no na wɔmmoa wo wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu dwumadie no. Wɔyɛ akyɛdeɛ firi Awurade hɔ ma wo.

7 Nanso, wo ne wo mmammarima asɔfoɔ no ankasa na mobɛdi dwuma a ɛho te wɔ afɔrebukyia no so ne deɛ ɛwɔ ntwamutam no mu, na asɔfodwuma no deɛ, ɛyɛ mo ara mo dom akyɛdeɛ dwumadie. Onipa foforɔ biara a ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛdi dwuma no bi no bɛwu.”

8 Awurade sane ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Mede akyɛdeɛ a nkurɔfoɔ de abrɛ Awurade no nyinaa ama asɔfoɔ no; saa akyɛdeɛ yi a wɔhim no Awurade anim nam so de kyɛɛ no wɔ afɔrebukyia no anim no no, daa daa mmara enti, ɛyɛ mo ne mo mmammarima dea.

9 Aduane afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ ne afɔbuo afɔrebɔ nyinaa yɛ mo dea, agye emu bi a wɔhye no wɔ afɔrebukyia so de kyɛ Awurade no nko ara. Yeinom nyinaa yɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ kronkron pa ara.

10 Ɛsɛ sɛ wɔdi no baabi a ɛyɛ kronkron pa ara. Na mmarima nko ara na ɛsɛ sɛ wɔdie.

11 “Akyɛdeɛ afoforɔ a wɔnam him a wɔbɛhim wɔ afɔrebukyia no so de bɛkyɛ me no yɛ wo ne wʼabusuafoɔ, wo mmammarima ne wo mmammaa nyinaa dea. Na wʼabusuafoɔ nyinaa tumi di bi, agye obi a saa ɛberɛ no na ne ho nte.

12 “Otwa berɛ a ɛdi ɛkan mu akyɛdeɛ a nnipa no de bɛba sɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde rebrɛ Awurade no a ɛyɛ ngo pa, bobesa pa, aburoo ne afudeɛ biara no, ne nyinaa yɛ mo dea.

13 Sɛ mo abusuafoɔ hwɛ na wɔn ho te a, wɔtumi di yeinom nyinaa bi.

14 “Deɛ wɔde bɛma Awurade biara yɛ mo dea.

15 Israelfoɔ abakan ne wɔn mmoa nyinaa abakan a wɔde brɛ Awurade yɛ mo dea. Nanso mmoa a memmaa mo ɛkwan sɛ wɔnwe wɔn nam no deɛ, monnnye wɔn abakan. Na mmom, ɛsɛ sɛ wɔtua sika kakra de si abakan biara anan.

16 Sɛ abakan no di bosome a, na ɛsɛ sɛ wɔde ɔgye boɔ a ɛyɛ dwetɛ gram aduonum nsia sɛdeɛ kronkronbea hɔ nkariboɔ a ɛyɛ gram dubaako ne nkyemu anum mu baako no teɛ no ba.

17 “Nanso anantwie, nnwan ne mpɔnkye mmakan deɛ, ɛnsɛ sɛ wɔgye wɔn. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Wɔn mogya na ɛsɛ sɛ wɔde pete afɔrebukyia no so na wɔhye wɔn sradeɛ no sɛ ogya afɔdeɛ. Ɛyɛ adeɛ a Awurade ani sɔ.

18 Saa mmoa yi nyinaa ɛnam bɛyɛ mo dea. Ne yan ne ne srɛ nifa a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de akyerɛ sɛ wɔde ama Awurade no nso, mobɛfa.

19 Mede afɔrebɔdeɛ a Israelfoɔ de bɛbrɛ Awurade a wɔbɛhim no no nyinaa ma mo ne mo abusuafoɔ. Mo ne mo abusuafoɔ mfa na monni. Yei yɛ bɔhyɛ a ɛda mo ne Awurade ne mo asefoɔ ntam daa nyinaa.”

20 Awurade ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Mo asɔfoɔ no nso, ɛnsɛ sɛ mopɛ agyapadeɛ ne akatua foforɔ biara. Na me ara na me ho hia mo.

21 “Na Lewi abusuakuo deɛ, wɔfiri Israel asase so ho adwumadeɛ ntotosoɔ dudu no mu na ɛbɛtua wɔn ka.

22 Ɛfiri ɛnnɛ rekorɔ, Israelfoɔ a wɔnyɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nni ho kwan sɛ wɔkɔ kronkron mu kronkron hɔ. Wɔyɛ saa a, wɔbɛbu wɔn fɔ na wɔawuwu.

23 Lewifoɔ no nko ara na wɔbɛyɛ adwuma wɔ hɔ. Sɛ wɔanyɛ a, wɔbɛbu wɔn fɔ. Ɛyɛ mmara a ɛda hɔ afebɔɔ sɛ ɛnsɛ sɛ Lewini biara nya agyapadeɛ wɔ Israelman mu.

24 Mmom, ntotosoɔ dudu a ɔmanfoɔ de ba ma wɔhim no afɔrebukyia no anim de ma Awurade no na ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no fa. Yei yɛ agyapadeɛ, enti ɛho nhia sɛ wɔpɛ agyapadeɛ foforɔ bi bio.”

25 Awurade sane ka kyerɛɛ Mose sɛ,

26 “Ka kyerɛ Lewifoɔ no sɛ, ntotosoɔ dudu a wɔnya no, wɔmfa nkyɛmu edu mu baako mma Awurade. Ɛbɛyɛ ntotosoɔ dudu mu ntotosoɔ dudu a wɔnam him a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de ama Awurade no so.

27 Na Awurade bɛgye no sɛ mo afɔrebɔdeɛ a ɛdi ɛkan a ɛyɛ aduane ne nsã a mode rema no sɛdeɛ ɛfiri mo ara mo agyapadeɛ mu.

28 Saa ntotosoɔ dudu mu ntotosoɔ dudu yi a mobɛnya yi mu na mode bɛma ɔsɔfoɔ Aaron sɛ Awurade kyɛfa.

29 Biribiara a wɔde bɛma mo no, momfa emu deɛ ɛyɛ pa ara na ɛyɛ kronkron no mma Awurade.

30 “Na wɔbɛfa no sɛ deɛ ɛfiri mo ankasa mo ayuporobea ne mo nsakyibea hɔ.

31 Aaron ne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ bɛtumi adi no wɔ wɔn fie anaa baabiara a wɔpɛ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ wɔn adwuma a wɔyɛ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu no ho akatua.

32 Mo Lewifoɔ no, sɛ mogye Awurade ntotosoɔ dudu no na mode emu nkyɛmu edu a ɛsɔ ani mu baako ma asɔfoɔ no a, monni afɔbuo biara. Nanso, monhwɛ yie na akyɛdeɛ kronkron a Israelfoɔ de aba no, moammu no ade teta bi. Sɛ moyɛ saa a, mobɛwuwu.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/18-05c96541596cccb28a6ac97b2f9d33fe.mp3?version_id=2094—

Categories
4 Mose

4 Mose 19

Ahodwira Nsuo

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,

2 “Me som ho mmara foforɔ nie: Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ wɔmfa nantwie ba bereɛ kɔkɔɔ a ɔnnii dɛm na ɔntwee nneɛma da mmrɛ me.

3 Momfa no mma ɔsɔfoɔ Eleasa na ɔde no bɛkɔ atenaeɛ no akyi baabi na obi akum no ɛberɛ a ɔno ara nso rehwɛ.

4 Eleasa de ne nsateaa bɛbɔ mogya no mu na ɔde apete Ahyiaeɛ Ntomadan no anim mprɛnson.

5 Afei, ɔbɛhwɛ ama obi ahye nantwie ba no. Ɔbɛhye ne ho nwoma, ne nam, ne mogya ne nʼagyanan nyinaa.

6 Na ɛgu so rehye no, Eleasa bɛfa odum dua ne hisope mman ne asaawa kɔkɔɔ na wato agu nneɛma a wɔrehye no mu.

7 Yei akyi, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ na ɔdware na afei ɔkɔ atenaeɛ hɔ a wɔfa no sɛ ne ho agu fi kɔsi anwummerɛ.

8 Onipa a ɔhyee aboa no nso, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ, na ɔdware, ɛfiri sɛ, ɔno nso ho agu fi kɔsi anwummerɛ.

9 “Afei, obi a ne ho nguu fi no bɛsesa aboa a wɔhyee no no nsõ de akɔ atenaeɛ no akyi baabi a ɛhɔ yɛ kronkron na wakɔkora no wɔ hɔ. Israelfoɔ no de bɛgu wɔn nsuo a wɔde dwira wɔn ho de pam wɔn bɔne no mu.

10 Onipa a ɔbɛboaboa nantwie ba no nsõ no ano no nso, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ, ɛfiri sɛ, ne ho gu fi kɔsi anwummerɛ; yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa a ɛho wɔ mfasoɔ ma Israelfoɔ no ne ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu no nyinaa.

11 “Obiara a ɔbɛsɔ efunu mu no ho bɛgu fi nnanson.

12 Na ne nnansa ne ne nnanson so no, ɔde nsuo a wɔde dwira wɔn ho no adwira ne ho ama ne ho ate. Sɛ ne nnansa so wanyɛ yei a, ne nnanson akyi nyinaa na ne ho agu fi.

13 Wɔn a wɔsɔ efunu mu na wɔnnwira wɔn ho sɛdeɛ makyerɛ yi no, wɔgu Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan ho fi, na ɛsɛ sɛ wɔyi saa nnipa no firi Israelfoɔ mu. Esiane sɛ wɔamfa ahodwira nsuo no bi ampete wɔn ho no enti, wɔn ho agu fi ara.

14 “Sɛ obi wu wɔ ntomadan mu a, ɛho mmara nie: Obiara a ɔbɛwura saa ntomadan no mu ne wɔn a wɔwɔ mu dada ansa na onipa no rewuo no nyinaa ho gu fi nnanson.

15 Adeɛ biara a wɔde biribi gu mu a ɛnni mmuasoɔ no nso ho gu fi.

16 “Sɛ obi a ɔwɔ abɔntene de ne nsa ka obi a ɔtɔɔ wɔ akofena ano funu anaa sɛ obi a ɔnyɛ ɔtɔfoɔ funu, anaasɛ obi de ne nsa ka onipa dompe anaa damena a, ne ho bɛgu fi nnanson.

17 “Ansa na ne ho bɛte bio no, gye sɛ wɔde nantwie ba kɔkɔɔ no nsõ a wɔde bɔ bɔne ho afɔdeɛ no fra nsuo a wɔde agu asuhina mu.

18 Na obi a ne ho te afa hisope mman na ɔde abɔ nsuo no mu de apete ntomadan no so ne nkuku ne nkaka a ɛwɔ ntomadan no mu no nso so ne obiara a na ɔwɔ ntomadan no mu a ne ho agu fi no so. Saa ara nso na obi a ɔsɔɔ dompe mu anaa ɔsɔɔ obi a wɔakum no anaa deɛ ɔde ne ho aka damena no nso, wɔdwira ne ho.

19 Wɔyɛ yei ne nnansa ne ne nnanson so. Na deɛ ne ho agu fi no nso, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntadeɛ na ɔdware, na ɛduru anwummerɛ a, afei ne ho ate.

20 Nanso, obiara a ne ho agu fi na wannwira ne ho no, wɔbɛtwa no asuo, ɛfiri sɛ, wɔagu Awurade kronkronbea hɔ ho fi. Ɛfiri sɛ wɔmfaa nsuo a ɛsɛ sɛ wɔde pete ne so no mpetee ne so no enti, ne ho agu fi.

21 Yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ afebɔɔ.

“Onipa a ɔbɛtu nsuo no apete no nso, ɛsɛ sɛ akyire no, ɔsi ne ntadeɛ, na obiara a ɔde ne nsa bɛka nsuo no nso ho gu fi kɔsi anwummerɛ.

22 Na biribiara a obi a ne ho agu fi no bɛsɔ mu no nso ho gu fi kɔsi anwummerɛ.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/NUM/19-4c3393591d2909293789e76a25bc51ef.mp3?version_id=2094—