Categories
3 Mose

3 Mose 10

Nadab Ne Abihu Wuo

1 Na Aaron mma Nadab ne Abihu de ogya guu wɔn aduhwamhyeɛ adeɛ mu. Wɔde aduhwam no petee ogya no so ma wɔnam saa ɛkwan yi so buu Awurade mmara so, ɛfiri sɛ wɔde ogya a ɛnyɛ deɛ Awurade ahyɛ baa nʼanim.

2 Enti ogya dɛreɛ firi Awurade nkyɛn bɛhyee wɔn.

3 Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Awurade kaa sɛ,

“ ‘Mede me ho kronkron bɛkyerɛ

wɔn a wɔbɛn me na nnipa nyinaa

ahyɛ me animuonyam no,

aseɛ ne no.’”

Na asɛm no tɔree Aaron mumu.

4 Afei, Mose soma ma wɔkɔfrɛɛ Misael ne Elsafan a wɔyɛ Aaron agya nuabarima mma brɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔtwe nnipa a wɔahye no nyinaa mfiri Ahyiaeɛ Ntomadan no anim mfa wɔn nkɔ sraban no akyi.”

5 Na wɔkɔsoaa wɔn wɔ wɔn ntadeɛ mu sɛdeɛ Mose aka akyerɛ wɔn no.

6 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima Eleasa ne Itamar sɛ, “Monnsu. Mommma mo tirinwi nsensɛn hɔ yuu mmfa nkyerɛ sɛ moretwa agyaadwoɔ. Monnsunsuane mo ntadeɛ mu nso. Sɛ moyɛ saa a, Onyankopɔn bɛkum mo nso na nʼabufuo bɛba Israelfoɔ nyinaa so. Nanso Israelfoɔ a wɔaka no deɛ, ɛsiane ogya a Awurade de baeɛ no enti, wɔtumi di Nadab ne Abihu wuo no ho awerɛhoɔ tumi su wɔn nso.

7 Na mommfiri Ahyiaeɛ Ntomadan no ano, anyɛ saa a mobɛwuwu, ɛfiri sɛ, Awurade ngosra wɔ mo so.” Na wɔdii asɛm a Mose kaeɛ no so.

8 Afei, Awurade hyɛɛ Aaron sɛ,

9 “Sɛ wokɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu a, nnom bobesa anaa nsã a ano yɛ den. Woyɛ saa a, wobɛwu. Saa mmara yi ka wo mmammarima ne wʼasefoɔ nyinaa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

10 Wo nnwuma ne sɛ, wobɛdi wo nkurɔfoɔ ntam nsɛm akyerɛ wɔn nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛho te ne deɛ ɛyɛ teta ntam ne deɛ ɛyɛ kronkron ne deɛ ɛnyɛ kronkron ntam,

11 na kyerɛ wɔn mmara a Awurade nam Mose so de ama no nyinaa.”

12 Afei, Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima Eleasa ne Itamar sɛ, “Sɛ mohye Awurade afɔrebɔdeɛ no nsabuo ma Awurade a, monni deɛ ɛbɛka no wɔ afɔrebukyia no ho. Monhwɛ sɛ mmɔka nni mu ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron.

13 Enti monni no kronkronbea hɔ. Ɛyɛ wo ne wo mmammarima dea, na ɛyɛ wo ne wo mmammarima no kyɛfa a ɛfiri afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ maa Awurade no mu. Yei na wɔahyɛ sɛ menyɛ.

14 Nanso, ne yan ne ne srɛ a mohim no Awurade anim no, motumi we no beaeɛ biara a amanneɛ kwan so no ɛhɔ teɛ. Ɛyɛ wo, wo mmammarima ne wo mmammaa kyɛfa wɔ Israelfoɔ Asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mu.

15 Ne srɛ ne ne yan a wohim no, ɛsɛ sɛ wɔde ka sradeɛ afɔrebɔdeɛ a wɔhye de ma Awurade no ho. Afei ɛbɛyɛ wo ne wʼasefoɔ dea daa sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.”

16 Ɛberɛ a Mose bisaa deɛ ayɛ abirekyie a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔdeɛ no ho asɛm no, ɔhunuu sɛ wɔahye no. Ɛno enti, ne bo fuu Eleasa ne Itamar a na wɔyɛ Aaron mmammarima no.

17 “Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na moanwe bɔne afɔrebɔdeɛ no wɔ kronkronbea hɔ? Ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron! Wɔde maa mo sɛ momfa nyi nnipa no afɔdie na ɛnyɛ mpatadeɛ mma wɔn wɔ Awurade anim.

18 Esiane sɛ wɔamfa ne mogya ankɔ kronkronbea hɔ no enti, anka mobɛtumi awe no hɔ ara sɛdeɛ mehyɛeɛ no.’ ”

19 Aaron srɛɛ Mose maa ne mma no sɛ, “Ɛnnɛ me mma no bɔɔ wɔn bɔne afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Nanso hwɛ asɛm yi a ato me. Sɛ mewee bɔne afɔdeɛ ɛnam yi bi ɛnnɛ a, anka Awurade ani bɛsɔ anaa?”

20 Na Mose tee saa no, ɔgye too mu.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/10-d253df68f6c55d32627fb59d8acbe24e.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 11

Mmoa A Wɔn Ho Te Ne Wɔn A Wɔn Ho Nte

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,

2 “Monka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘yei ne mmoa a mobɛtumi awe wɔ asase so mmoa no mu.

3 Motumi we aboa biara a ne tɔte mu apae na ɔpu wesa no.

4 “ ‘Monnnwe mmoa a ɛdidi so yi. Yoma, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ;

5 Atwaboa, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ.

6 Adanko, ɛfiri sɛ, ɔpu wesa nanso ne tɔte mu mpaeɛ.

7 Ɔprako, ɛfiri sɛ, ne tɔte mu apae nanso ɔmpu nwesa.

8 Monnnwe wɔn nam anaa mommfa mo nsa nka wɔn funu; wɔyɛ akyiwadeɛ nnuane ma mo.

9 “ ‘Monni nsuomnam biara a ɛwɔ ntɛtɛ ne abon a ɛfiri nsubɔntene anaa ɛpo mu;

10 nanso nsuomnam a aka no deɛ, mokyi.

11 Ɛnsɛ sɛ mowe wɔn nam anaa mode mo nsa ka wɔn afunu.

12 Meti mu bio sɛ, nsuomnam biara a ɛnni ntɛtɛ anaa abon no, mokyi.

13 “ ‘Nnomaa a mokyi no korakora nso ne: ɔkɔdeɛ, ne ɔkɔrewa ne ɔkomfufuo,

14 ɔkompete (wɔn ahodoɔ nyinaa), ɔsansa,

15 anene (wɔn ahodoɔ nyinaa),

16 sohori, anadwokorɔma, ɛpo so akorɔma, akorɔma (wɔn ahodoɔ nyinaa),

17 ɔpatuo, ɛserɛ so patuo, patukɛseɛ,

18 bakanoma, nantwinoma, opete,

19 asukɔnkɔn (wɔn ahodoɔ nyinaa), asɔkwaa ne apan.

20 “ ‘Ntuboa a wɔnante no, ɛnsɛ sɛ wɔwe

21 agye wɔn a wɔhuri;

22 ntutummɛ ahodoɔ nyinaa, nketekyire, ne mmɛbɛ nyinaa motumi we.

23 Nanso mmoawa a wɔtu na wɔwɔ nan ɛnan no deɛ, mokyi.

24 “ ‘Obiara a ɔde nsa bɛka wɔn funu no mpo ho bɛgu fi kɔsi anwummerɛ

25 na amonom hɔ ara, ɛsɛ sɛ onii no si ne ntoma na ɔtwe ne ho firi nnipa mu kɔsi anwummerɛ de kyerɛ sɛ, ne ho agu fi.

26 “ ‘Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa biara a ne tɔte mu mpae nwieeɛ anaa aboa a ɔmpu nnwesa no, wagu ne ho fi.

27 Aboa biara a ne nan yɛ ɛnan na ɔnam ne mmɔwerɛ so no, mokyiri ne nam. Obiara a ɔde ne nsa bɛka aboa a ɔte saa funu no ho agu fi kɔsi anwummerɛ; ɛyɛ mo akyiwadeɛ.

28 Obiara a ɔbɛfa saa aboa no funu no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ne ho nnte ara kɔsi anwummerɛ.

29 “ ‘Mmoa a wɔwea fam a wɔn ho nte no nie: Kɔkɔbo, okusie, akura,

30 efiewura, ɔmampam, ɔkoterɛ, srɛ so koterɛ, abosomakoterɛ.

31 Obiara a ɔde ne nsa bɛka wɔn mu bi funu no ho bɛyɛ fi kɔsi anwummerɛ

32 na biribiara a wɔn funu no ho bɛka no nso ho bɛgu fi, sɛ ɛyɛ dua, ntoma, kuntu, kotokuo; biribiara a wɔn ho bɛka no, wɔmfa ngu nsuo mu nkɔsi anwummerɛ. Ɛno akyi, wɔtumi de di dwuma bio.

33 Kukuo biara a ebi bɛtɔ mu no, deɛ ɛwɔ mu biara ho bɛgu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa kukuo no.

34 Nsuo a wɔde bɛhohoro nneɛma a ɛho nte wɔ kukuo no mu no, sɛ ebi ka aduane bi a, ɛgu aduane no ho fi. Na nsã biara a ɛwɔ kukuo a ɛho agu fi no mu no nso ho gu fi saa ara.

35 Sɛ aboa biara a ne ho agu fi funu ka fononoo a wɔde ɛboɔ anwono a, na ɛno nso ho agu fi enti ɛsɛ sɛ wɔbubu guo.

36 Sɛ aboa no te hwe asutire anaa abura bi a nsuo wɔ mu mu a, nsuo no ho nguu fi, na mmom, onipa a ɔbɛyi aboa no ho agu fi.

37 Na sɛ aboa no funu ka aduane a wɔbɛdua no afuom a, ɛho nguu fi,

38 nanso sɛ wɔfɔ aba no na efunu no te tɔ so a, aba no ho agu fi.

39 “ ‘Sɛ yadeɛ bi kum aboa a wɔama wo ho kwan sɛ we ne nam a, obi a ɔde ne nsa bɛka ne funu no no ho gu fi kɔsi anwummerɛ.

40 Saa ara nso na onipa a ɔbɛwe ne ɛnam no bɛsi ne ntoma na ne ho agu fi akɔsi anwummerɛ.

41 “ ‘Monnnwe mmoa a wɔwea fam no ɛnam.

42 Wɔn a wɔtwe wɔn ho ase fa wɔn afuru so ne wɔn a wɔnam wɔn nan ɛnan so nyinaa ka ho. Monnnwe wɔn a wɔwɔ nan bebree na wɔwea no nam nso, ɛfiri sɛ, wɔn ho agu fi.

43 Mfa wo ho nka wɔn na wo ho angu fi.

44 Mene Awurade wo Onyankopɔn. Momma mo ho nte wɔ saa nneɛma yi nyinaa ho na monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron. Yei enti, mommfa mo nsa nkɔka mmoa a wɔwea fam yi mu biara mfa ngu mo ho fi.

45 Mene Awurade a meyii mo firii Misraim de mo bɛyɛɛ mo Onyankopɔn no. Ɛno enti, ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron.

46 “ ‘Yei ne mmara a ɛfa mmoa, nnomaa, nsuomnam ne wɔn a wɔwea asase so no ho.

47 Yei ne nsonsonoeɛ a ɛda mmoa a wɔn ho te a ɛsɛ sɛ wɔwe wɔn ɛnam ne wɔn a wɔn ho nte a ɛnsɛ sɛ wɔwe wɔn ɛnam wɔ mmoa a wɔwɔ asase so no ntam.’ ”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/11-fcfabd74663fa0cfe285de4a65b14ade.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 12

Awoɔ Akyi Ahodwira

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnhyɛ Israelfoɔ mmara sɛ,

2 “Sɛ ɔbaa bi wo ɔbabarima a, ne ho nnte nnanson, te sɛ deɛ ɔkɔ afikyire a ne ho nteɛ no ara.

3 Ne nnawɔtwe so no, ɛsɛ sɛ wɔtwa abarimaa no twetia.

4 Na nnafua aduasa mmiɛnsa a ɛda nʼanim a ɔde rete ne ho no, ɛnsɛ sɛ ɔsɔ biribiara a ɛyɛ kronkron mu na ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ hyiadan mu nso.

5 Sɛ ɔbaa bi wo ɔbabaa a, ne ho nnte nnawɔtwe mmienu, te sɛ deɛ ɔkɔ afikyire a ne ho nteɛ no ara. Afei ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnafua aduosia nsia ma ne ho twa.

6 “Sɛ saa ahoteɛ nna yi twam a (mmara a ɛdi so yi ka ɔbaa a wawo abarimaa anaa abaayewa ho asɛm), ɛsɛ sɛ ɔde odwammaa a wadi afe bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano kɔma ɔsɔfoɔ no,

7 na ɔsɔfoɔ no de ama Awurade de ayɛ mpatadeɛ ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho te bio wɔ nʼawoɔ mu mogyaguo ho.

“Yei ne awoɔ akyi ahyɛdeɛ.

8 Na sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya odwammaa no a, ɛnneɛ, ɛsɛ sɛ ɔde mmorɔnoma mmienu anaa nturukuku mma mmienu ba. Wɔde baako bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔde baako abɔ bɔne ho afɔdeɛ. Ɔsɔfoɔ no de yeinom bɛyɛ mpatadeɛ ama no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne ho bɛte bio.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/12-82f42300bfbae1a2afc1f571e3f1b690.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 13

Ɔhonam Ani Nsaneyadeɛ Ho Mmara

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,

2 “Sɛ obi hunu sɛ biribi ahono ne honam ani, anaa pɔmpɔ anaa sowanini asi no na adidi kɔ ne honam mu a, ɔnhunu sɛ ɛyɛ kwata. Ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no kɔma ɔsɔfoɔ Aaron anaa ne mmammarima no mu baako

3 na ɔhwɛ ahonoeɛ no. Sɛ enwi a ɛsi ahonoeɛ hɔ dane yɛ fitaa na ahonoeɛ no atɔ honam no mu a, na ɛyɛ kwata a ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no da no adi sɛ ɔyarefoɔ no yɛ ɔkwatani.

4 Na sɛ ahonoeɛ no ntɔɔ honam no mu na sɛ ahonoeɛ hɔ nwi no nso nyɛɛ fitaa a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no yi ɔyarefoɔ no firi nnipa mu nnanson.

5 Nnanson no duru a, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no bio na sɛ ahonoeɛ no nsesaeɛ na ɛntrɛtrɛɛ honam no ani a, ɔsɔfoɔ no bɛsane atwa no asuo nnanson bio.

6 Afei ne nnanson so no, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ ne honam ani bio, na sɛ ɔhunu sɛ yadeɛ no ano abrɛ ase a ɛntrɛtrɛɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛka ato dwa sɛ, ɔyarefoɔ no ho atɔ no; ɔbɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ nsawa bi na ɛguu no berɛ tiawa bi mu. Enti sɛ ɔyarefoɔ no si ne ntoma a wɔbɛfa no sɛ wanya ayaresa awie.

7 Na sɛ nso ɔyarefoɔ no ba ɔsɔfoɔ no nkyɛn ma ɔhwɛ no na yadeɛ no atrɛtrɛ a, ɛsɛ sɛ ɔsane ba ɔsɔfoɔ no nkyɛn bio

8 na ɔhwɛ no na sɛ yadeɛ no atrɛtrɛ ɔhonam no ani a, afei, ɔbɛpae mu aka sɛ amanneɛ kwan so no, ne ho nte na ɛyɛ ɔhonam ani nsaneyadeɛ.

9 “Sɛ obi nya ɔhonam ani nsaneyadeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde no kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na ɔhwɛ no.

10 Sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ nwi no bi ayɛ fitaa na ekuro atɔ saa beaeɛ hɔ a,

11 na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔhonam ani nsaneyadeɛ, na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no de to dwa sɛ amanneɛ kwan so no, onipa no ho nte. Ɛba saa a, wɔnhwehwɛ yadeɛ no mu bio, ɛfiri sɛ ɛda adi pefee sɛ honam no ayɛ kwata.

12 “Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ kwata no adidi ne honam nyinaa firi ne tiri so kɔsi ne nan ase nyinaa a,

13 ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ ne ho te, ɛfiri sɛ, ne honam nyinaa adane ayɛ fitaa.

14 Na sɛ akuro no bi pue ne honam no baabi foforɔ a, wɔbɛpae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani.

15 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka ntɛm ara a ɔhunu ekuro wɔ honam no fa baabi, ɛfiri sɛ akuro no kyerɛ sɛ kwata wɔ honam no mu.

16 Na sɛ akuro no wu na ɛdane yɛ fitaa sɛ honam a aka no a, ɔkwatani no bɛkɔ ɔsɔfoɔ no hɔ bio.

17 Ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no na sɛ honam no fa hɔ ayɛ fitaa deɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ ne ho atɔ no.

18 “Sɛ pɔmpɔ si obi na ɛgyae

19 na sɛ baabi a pɔmpɔ no siiɛ no biribi hyɛnn, bi anaa deɛ ɛbere kakra hono wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ.

20 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na yadeɛ no adidi kɔ ne honam mu na enwi a ɛwɔ honam no hɔ no ayɛ fitaa a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ ɔyarefoɔ no ho nte, ɛfiri sɛ, kwata apue afiri pɔmpɔ no mu.

21 Nanso sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhunu sɛ enwi fitaa biara nni baabi a yadeɛ no wɔ hɔ no, na yadeɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu, na ahosuo no yɛ nsonso a, ɔsɔfoɔ no bɛyi no afiri nnipa mu nnanson.

22 Saa ɛberɛ no mu sɛ beaeɛ hɔ no trɛtrɛ a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ, onipa no yare kwata.

23 Na sɛ beaeɛ a ɛhɔ ayɛ hyɛnn no anhono bio na antrɛtrɛ a, na ɛyɛ pɔmpɔ no twa kɛkɛ enti ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ, ne ho te.

24 “Sɛ obi hyehye na sɛ nhyehyeeɛ no mu yɛ kɔkɔɔ ne fitaa anaa fitaa a,

25 ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ nhyehyeeɛ hɔ. Sɛ nwi a ɛwɔ beaeɛ a ɛhɔ nnii dɛm biara no dane yɛ fitaa na sɛ ɛyɛ adeɛ a adidi kɔ honam no mu a, na ɛyɛ kwata na apue afiri nhyehyeeɛ no mu, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani.

26 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ hunu sɛ nwi fitaa nni beaeɛ a ɛhɔ yɛ hyɛnn no, na sɛ hyɛnn no nnidi nkɔɔ honam no mu, na yadeɛ no regyae a, ɔsɔfoɔ no bɛyi no afiri nnipa mu nnanson

27 na wahwɛ no bio ne nnanson so. Sɛ yadeɛ no trɛ fa ɔhonam no ani a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ kwata ayɛ onipa no.

28 Nanso sɛ honam no fa hɔ a ayɛ hyɛnn no antrɛtrɛ honam no ani, na sɛ ɛyɛ sɛ deɛ ɛhɔ retwintwam no a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nhyehyeeɛ twa bi, enti ɔsɔfoɔ no bɛda no adi sɛ ɔnyare kwata.

29 “Sɛ ekuro da ɔbarima anaa ɔbaa bi tirim anaa nʼafono ho a,

30 ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ; sɛ ɔhwɛ na ɔhunu sɛ yadeɛ no adidi kɔ honam no mu na ɔsane hunu enwi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ wɔ ekuro no mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka sɛ onipa no yare kwata.

31 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ na ɔhunu sɛ yadeɛ no nnidi nkɔɔ honam no mu, na mmom, ɛwɔ honam no ani a enwi tuntum wɔ mu a, ɛsɛ sɛ wɔyi onipa no firi nnipa mu nnanson,

32 na ne nnanson so no, wɔsane hwɛ no bio. Sɛ yadeɛ no ntrɛtrɛeɛ na enwi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ nnaa ne ho adi wɔ mu na ɛnnidi nkɔɔ honam no mu a,

33 ɔbɛwerɛ enwi a atwa ekuro no ho ahyia nyinaa (na mmom ɛnyɛ ekuro no mu ankasa) na ɔsɔfoɔ no ayi no afiri nnipa mu nnanson bio.

34 Ne nnanson so, ɔbɛsane ahwɛ no bio na sɛ yadeɛ no ntrɛtrɛeɛ, nnidi nkɔɔ honam no mu a, ɔsɔfoɔ no bɛpae mu aka sɛ onipa no ho ate na sɛ ɔsi ne ntoma wie a, na afei wadi mu.

35 Na sɛ akyire no saa yadeɛ no trɛtrɛ a,

36 ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no hwɛ no bio a ɔnhwɛ sɛ enwi a ɛte sɛ akokɔsradeɛ fra yadeɛ no mu na ɔpae mu ka sɛ, onipa no yare kwata.

37 Na sɛ yadeɛ no trɛ a ɛretrɛtrɛ no gyae na sɛ enwi tuntum fu wɔ beaeɛ hɔ a, na ɛkyerɛ sɛ, ne ho atɔ no a kwata biara nni ne ho enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ, ne ho ate.

38 “Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi honam ani yɛ fitaa nahanaha,

39 na akyire no, honam no ani dum ara na ɛredum a, na ɛnkyerɛ sɛ kwata ayɛ onipa no, na mmom, ɛyɛ yare foforɔ bi.

40 “Sɛ obi tiri so pa a, ɛwom sɛ ne tiri so apa deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkwatani!

41 Sɛ obi tiri so pa firi ne moma so a, na ne moma so ara na apa, na ɛnkyerɛ sɛ ɛyɛ kwata.

42 Na mmom, sɛ nsisiiɛ nkɔkɔɔ a fitaa frafra mu wɔ atipa no so a, na ɛkyerɛ sɛ, ebia, kwata pɛ sɛ ɛyɛ saa onipa no.

43 Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ no na sɛ biribi kɔkɔɔ aboa ne ho baabi te sɛ kwata a,

44 na ɛkyerɛ sɛ, kwata ayɛ no, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no pae mu ka sɛ, onipa no yare kwata.

45 “Onipa biara a wɔbɛhunu sɛ ɔyare kwata no, ɛsɛ sɛ ɔfira ntoma a atete na ɔma ne tirinwi fu, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteateam sɛ, ‘Me ho nte! Me ho nte!’

46 Na nna dodoɔ a yadeɛ no nkɔeɛ no deɛ, wɔbɛfa ɔyarefoɔ no sɛ ne ho nte enti ɛsɛ sɛ ɔtena kuro no akyi baabi.

47 “Sɛ kwata ho nsɛnkyerɛnneɛ bi ka atadeɛ mu

48 kuntutam anaa nweratam, aboa nhoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ mu,

49 na sɛ nsisiiɛ ahahammono anaa kɔkɔɔ wɔ mu a, ebia na ɛyɛ kwata, enti ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔsɔfoɔ na ɔhwɛ.

50 Ɔsɔfoɔ no de bɛkɔ akɔsie nnanson

51 na nnanson so no, wasane ahwɛ bio. Na sɛ ɔhunu sɛ nsisiiɛ no atrɛtrɛ a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛyɛ kwata a ɛtumi sane nnipa,

52 enti ɛsɛ sɛ ɔde ogya hye ntoma, kuntu ne ntadetam ne aboa nhoma no nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛnam yeinom so bɛtumi ama yadeɛ no asane nnipa.

53 “Na sɛ ne nnanson so no ɔhwɛ na sɛ nsisiiɛ no ntrɛtrɛeɛ a,

54 ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ ama wɔasi nneɛma a wɔdwene sɛ yadeɛ no bi wɔ mu no no nyinaa na wɔakora no baabi bio nnanson.

55 Sɛ nnanson bio akyi faako a yadeɛ no wɔ hɔ no nsesaa nʼahosuo na ɛntrɛtrɛɛ a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhye adeɛ no, ɛfiri sɛ, yadeɛ no adidi kɔ mu ara yie.

56 Na sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ nneɛmasie no akyi, nsisiiɛ no ano abrɛ ase a, ɔbɛtwa hɔ afiri ntoma anaa aboa nhoma a wɔde adi dwuma bi no mu.

57 Na sɛ ɛsane ba bio deɛ a, na ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhye no.

58 Sɛ wɔsi na asɛm biara amma ho a, wɔtumi de di dwuma biara ɛberɛ a wɔasane asi bio no.”

59 Yeinom ne mmara a ɛfa kwata a ɛwɔ ntoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ a wɔnam so da no adi sɛ kwata wɔ dekodeɛ no mu anaa ebi nni mu no ho.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/13-f64646763b8ce0d75001c395ddd6ad06.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 14

Akwatafoɔ Ahodwira

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Ɛda a wɔbɛdwira ɔkwatani ho no, ɛho mmara nie: Wɔde no bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ,

3 na ɔsɔfoɔ no ahwɛ no wɔ sraban no akyi. Na sɛ ɔsɔfoɔ no hunu sɛ kwata no agyae a,

4 ɔbɛbisa nnomaa mmienu bi a wɔwe, na afei wɔde ntweneduro, koogyan ahoma ne hisope mman a wɔde bɛyɛ ahodwira ahyɛdeɛ ama ɔkwatani no abrɛ no.

5 Ɔsɔfoɔ no bɛka ama wɔakum nnomaa no mu baako wɔ ayowaa a nsuo wɔ mu so.

6 Na anomaa a wɔnnya nkum no no nso, wɔde ɔno ne ntweneduro no ne koogyan ahoma no ne hisope mman no bɛhyɛ anomaa a wɔkumm no no mogya no mu.

7 Na ɔsɔfoɔ no apete mogya no agu ɔkwatani a ne ho afiri no so mprɛnson, na wapae mu aka sɛ ne ho ate na wagyaa anomaa a wɔnkum no no.

8 “Na ɔyarefoɔ a ne ho atɔ no no bɛsi ne ntoma nyinaa. Ɔbɛyi ne ho nwi nyinaa nso. Ɔbɛdware na wasane abɛtena baabi a kane no na ɔte hɔ bio; nanso ɛsɛ sɛ ɔtena ne ntomadan akyi nnanson.

9 Nnanson no so no, ɔbɛyi ne ho nwi nyinaa bio, ɔbɛyi nʼabɔgyesɛ ayi nʼanintɔn nwi na wayi ne ho nwi a aka nyinaa, na wadware, na afei wɔapae mu aka sɛ ne ho ate.

10 “Ɛda a ɛdi so a ɛyɛ nnawɔtwe so no, ɔbɛfa nnwammaa anini mmienu a wɔn ho nni dɛm ne odwammaa bereɛ baako a ɔno nso ho nni dɛm, asikyiresiam muhumuhu lita nsia a wɔde ngo afra ne ngo a wɔmfa mfraa hwee lita fa.

11 Afei ɔsɔfoɔ a ɔbɛhwehwɛ ɔyarefoɔ no ho ahwɛ sɛ ne ho atɔ no no de onipa no ne nʼafɔrebɔdeɛ bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.

12 “Ɔsɔfoɔ no bɛfa nnwammaa no baako ne ngotoa baako no na ɔde ama Awurade sɛ ɛfɔdie afɔrebɔ a wɔhim no wɔ afɔrebukyia no anim.

13 Afei, wɔbɛkum odwammaa no wɔ beaeɛ a wɔbɔ bɔne ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ kronkronbea hɔ. Wɔde saa afɔdie afɔrebɔdeɛ yi bɛma ɔsɔfoɔ no sɛdeɛ wɔyɛ no bɔne afɔrebɔ mu no ara pɛ. Ɛyɛ afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron ankasa.

14 Ɔsɔfoɔ no bɛfa saa ɛfɔdie afɔrebɔdeɛ mogya na ɔde akeka ɔyarefoɔ a wɔrete ne ho no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie.

15 Afei, ɔsɔfoɔ no bɛfa ngo no bi ahwie agu ne nsa benkum mu

16 na ɔde ne nsa nifa abɔ mu, na watu apete mprɛnson wɔ Awurade anim.

17 Ngo no a ɛbɛka ne nsa benkum mu no, ɔsɔfoɔ no de bɛka onipa no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie sɛdeɛ ɔde ɛfɔdie mogya yɛeɛ wɔ ɛfɔdie afɔrebɔ no mu no ara pɛ.

18 Ɔde ngo no nkaeɛ a ɛwɔ ne nsam no bɛfɔ ɔbarima no tiri ho. Yei bɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no de ne ho ayɛ mpatadeɛ ama onipa no wɔ Awurade anim.

19 “Afei, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no bɔ bɔne afɔdeɛ na ɔsane yɛ mpatadeɛ ho adeɛ ma onipa a wɔrehohoro ne ho afiri ne kwata mu no ho; ɛno akyi, ɔsɔfoɔ no bɛkum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no

20 na ɔde abɔ ɛne atokoɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so de ayɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no na afei, wapae mu aka sɛ ne ho afiri.

21 “Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrentumi ntɔ nnwammaa mmienu no a, ɛnneɛ, ɔde odwammaanini baako bɛbɔ ɛfɔdie afɔdeɛ no de ama Awurade sɛ mpatadeɛ a wɔhim no afɔrebukyia no anim; na wɔde asikyiresiam fitaa muhumuhu lita mmienu ne fa a wɔde ngo afra de abɔ atokoɔ afɔdeɛ no a ngo akɔtoa ka ho.

22 Ɛno akyi, ɔde mmorɔnoma mmienu anaa nturukuku mma mmienu mu biara a ɔbɛnya no mu baako bɛbɔ bɔne afɔdeɛ na ɔde baako a ɔbɛka no nso abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

23 “Ɛda a ɛtɔ so nnwɔtwe no, ɔde ne nyinaa bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano na ɔsɔfoɔ no de adwira no wɔ Awurade anim.

24 Ɔsɔfoɔ no bɛfa odwammaa no de abɔ ɛfɔdie afɔdeɛ. Ɔde ngo toa ma bɛka ho na wahim no afɔrebukyia no anim de akyerɛ sɛ, wɔde rema Awurade.

25 Afei, wɔbɛkum odwammaa no de no abɔ ɛfɔdie afɔdeɛ na ɔde ne mogya no bi akeka ɔbarima a wɔredwira no no aso nifa ase. Ɔde mogya no bi bɛka ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie.

26 Ɔsɔfoɔ no bɛhwie ngo agu ɔno ara ne nsa benkum mu

27 na ɔde ne nsateaa nifa abɔ mu apete bi mprɛnson wɔ Awurade anim.

28 Na ɛsɛ sɛ ɔde ngo a ɛwɔ ne nsam no bi ka ɔbarima no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie sɛdeɛ ɔyɛɛ mogya no ɛberɛ a ɔrebɔ ɛfɔdie afɔdeɛ no.

29 Ngo no a ɛbɛka wɔ ne nsam no, ɛsɛ sɛ ɔde fɔ ɔbarima a wɔredwira no no tiri ho de yɛ mpatadeɛ wɔ Awurade anim.

30 Afei, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mmienu no mu biara a ɔtumi tɔeɛ no ba.

31 Wɔde mmienu a ɔnyaeɛ no mu baako bɛbɔ bɔne afɔdeɛ na baako a aka no, ɔde abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a saa ɛberɛ no ara mu wɔbɛbɔ atokoɔ afɔdeɛ nso, na ɔsɔfoɔ no bɛyɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no wɔ Awurade anim.”

32 Yeinom ne mmara a ɛfa wɔn a wɔte wɔn ho ma wɔn ho fi kwata mu nanso wɔntumi mfa afɔrebɔdeɛ a ɛho hia no nyinaa mma no.

33 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,

34 “Sɛ moduru Kanaan asase a mede ama mo no so, na sɛ mede kwata kɔ afie bi mu a,

35 ɛnneɛ, efiewura no nyi ne ho adi nkyerɛ ɔsɔfoɔ no na ɔnka sɛ, ‘Ɛyɛ me sɛ kwata wɔ me fie ha!’

36 Ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ ama wɔatu efie hɔ nneɛma nyinaa ansa na wahwɛ hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɔka sɛ kwata wɔ fie hɔ a, ɛrengu biribi foforɔ ho fi wɔ hɔ.

37 Sɛ ɔhunu nsensaneɛ ahahammono anaa kɔkɔɔ wɔ efie no afasuo ho a anonom kɔ afasuo no mu a,

38 ɔbɛto efie no mu nnanson

39 na ne nnanson so no, wasane aba bio abɛhwɛ. Na sɛ nsensaneɛ awurawura afasuo no mu a,

40 ɛnneɛ, ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ ama wɔawerɛwerɛ nsisiiɛ no afiri hɔ na wɔato nwerɛwerɛeɛ no agu baabi a ɛhɔ ho nte wɔ kuro no akyi baabi.

41 Afei, ɔbɛhyɛ ama afasuo a ɛwɔ efie no mu no, wɔawerɛwerɛ no yie na wɔato nwerɛwerɛeɛ no agu baabi a ɛhɔ nte wɔ kuro no akyi baabi.

42 Na wɔde aboɔ foforɔ bi abɛhyɛ deɛ wɔwerɛwerɛeɛ no anan na wɔde dɔteɛ foforɔ asra efie no ho.

43 “Na sɛ nsisiiɛ no ba bio a,

44 ɔsɔfoɔ no bɛba bio abɛhwɛ na sɛ ɔhunu sɛ nsisiiɛ no atrɛtrɛ a, na ɛyɛ kwata na ɛkyerɛ sɛ efie no ho nte.

45 Sɛ ɛba saa a, ɔbɛhyɛ ama wɔabubu efie no agu. Wɔbɛtwe mmubuiɛ no mu aboɔ, nnua ne dɔteɛ no nyinaa afiri kuro no mu de akɔgu kuro no akyi baabi a ɛhɔ ho nte.

46 “Obiara a ɔbɛwura efie a wɔato mu no mu no ho nte kɔsi anwummerɛ.

47 Na obiara a ɔbɛda hɔ anaa ɔbɛdidi wɔ efie hɔ no bɛsi ne nneɛma nyinaa.

48 “Na sɛ wɔsra efie no ho bio na ɔsɔfoɔ no bɛhwɛ na nsisiiɛ no mmaa bio a, ɔbɛpae mu aka sɛ wɔate efie no ho na kwata no nso kɔ.

49 Ɔbɛdi efie no ahodwira ho dwuma. Ɔde nnomaa mmienu, sida dua, asaawa kɔkɔɔ ne hisope mman na ɛbɛdi saa dwuma no.

50 Ɔbɛkum nnomaa no baako wɔ nsu pa a ɛwɔ ayowaa mu so,

51 na ɔde sida dua no ne hisope mman ne ahoma kɔkɔɔ ne anomaa a wɔnkum no no anu anomaa a wakum no nsu pa no so no mogya mu na wɔde apete efie no mprɛnson.

52 Wɔyɛ yei de te efie no ho.

53 Afei, ɔbɛgyae anomaa a ɔnwuiɛ no ama watu akɔ kuro no akyi baabi. Yei ne ɛkwan a wɔfa so de yɛ mpatadeɛ de ma efie sane de dwira ho no.”

54 Yeinom ne mmara a ɛfa mmeammea a kwata ba hɔ ho.

55 Sɛ ɛyɛ atadeɛ mu anaa efie mu,

56 anaa honam ani nhonhonoeɛ, anaa ɔhyehyeɛ mu mpumpunnya anaa honam ani baabi a ɛhɔ ayɛ hyɛnn.

57 Saa ɛkwan yi so na wɔbɛfa ahunu sɛ ɛyɛ kwata anaa ɛnyɛ kwata.

Yei enti na wɔhyɛɛ saa mmara yi.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/14-013183cadd0a4a9c72825fe54c7405a2.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 15

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,

2 “Monhyɛ saa mmara yi mma Israelfoɔ: ‘Ɔbarima biara a ne ho bɛsene aguo no, ne ho agu fi.

3 Ɛberɛ a ne ho resene guo ne ɛberɛ a agyae no nyinaa ma ne ho gu fi.

4 “ ‘Mpa a ɔbɛda so ne biribiara a ɔbɛtena so nso ho gu fi;

5 enti obiara a ɔde ne ho ka ɔbarima no mpa ho gu fi kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware.

6 Obiara a ɔbɛtena akonnwa a ɔbarima no atena so so ho gu fi kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware.

7 “ ‘Saa mmara yi ka obiara a ɔde ne ho bɛka ɔbarima no.

8 “ ‘Obiara a ɔbarima no bɛte ntasuo agu ne so no ho nte kɔsi anwummerɛ enti ɛsɛ sɛ onii no si ne ntoma na ɔdware.

9 “ ‘Ɔpɔnkɔ adwa biara a ɔbɛtena so no ho agu fi.

10 Obiara a ne ho bɛka biribiara a aka saa onipa no ase no ho nte kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware.

11 “ ‘Sɛ onipa a ne ho nte no rekɔsɔ obi mu na wanhohoro ne nsa ansa a, ɛsɛ sɛ onipa ko no si ne ntoma, dware ne ho, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

12 “ ‘Sɛ saa onipa no sɔ ayowaa biara mu a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no na sɛ ɛyɛ mukaase biribi a wɔde dua na asene deɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde nsuo hohoro ho.

13 “ ‘Sɛ nʼahosene no twa a, ɛsɛ sɛ ɔde nnanson firi ahodwira ho ahosiesie ase na ɔsi ne ntoma na ɔkɔdware wɔ asubɔnten mu.

14 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano na ɔde ama ɔsɔfoɔ no.

15 Ɔsɔfoɔ no de wɔn bɛbɔ afɔdeɛ a baako yɛ bɔne ho afɔdeɛ na baako no nso yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ; na ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no bɛyɛ mpatadeɛ wɔ Awurade anim ama ɔbarima no, ɛnam nʼahosene no enti.

16 “ ‘Sɛ ɔbarima biara ahobaa gu a, ɛsɛ sɛ ɔdware ne ho nyinaa, ɛfiri sɛ, ne ho nso nte kɔsi anwummerɛ.

17 Ntoma anaa mpasotam biara a ahobaa no bi bɛgu mu no, ɛsɛ sɛ wɔsi, ɛfiri sɛ, ɛho nte kɔsi anwummerɛ.

18 Sɛ ɔbarima fa ɔbaa a, wɔn nna no akyi, ɛsɛ sɛ ɔbaa no ne ɔbarima no nyinaa dware, ɛfiri sɛ, wɔn ho nte kɔsi anwummerɛ.

19 “ ‘Sɛ ɔbaa kɔ afikyire a, ne ho nte nnanson mu. Saa ɛberɛ no mu, obiara a ɔde ne ho bɛka no no nso ho nte kɔsi anwummerɛ.

20 “ ‘Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so saa ɛberɛ no mu no nso ho agu fi.

21 Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no bɛsi ne ntoma, adware, ɛfiri sɛ, onii no ho agu fi kɔsi anwummerɛ.

22 Sɛ obi sɔ biribi a watena so mu nso a, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware, ɛfiri sɛ, ne ho agu fi kɔsi anwummerɛ,

23 sɛ ɛyɛ ne mpasotam anaa nʼakonnwa.

24 “ ‘Sɛ ɔbarima ne no da saa ɛberɛ yi mu a, ɔbarima no ho gu fi nnanson; na mpa biara a ɔbarima no bɛda so no nso ho gu fi.

25 “ ‘Sɛ ɛberɛ duru sɛ ɔfiri nanso mogya da so ba anaasɛ mogya ba ɛberɛ a ɛnsɛ mu wɔ bosome no mu a, mmara korɔ no ara na wɔde ka ho asɛm,

26 na ɛkyerɛ sɛ, biribiara a ɔbɛda so saa ɛberɛ no ho agu fi te sɛ deɛ nʼafikyikɔ berɛ mu ɔtena biribi so a, ɛho gu fi no ara pɛ.

27 Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no ho agu fi a ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma, sane dware, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.

28 “ ‘Nnanson akyi, sɛ afikyikɔ no twa a, na ɔnni efi mu bio.

29 Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano

30 na ɔsɔfoɔ no de baako abɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde baako abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ayɛ mpatadeɛ ama ɔbaa no wɔ Awurade anim wɔ nʼafikyikɔ no ho fi no ho.

31 “ ‘Saa ɛkwan yi so na sɛ Israelfoɔ no bi ho gu fi a, mobɛfa de ate wɔn ho anyɛ saa a, ɛsiane sɛ wɔagu mʼAhyiaeɛ Ntomadan a ɛsi wɔn mu no ho fi enti, wɔbɛwuwu.’ ”

32 Yeinom ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a ne ho sene

33 ne ɔbaa a wakɔ afikyire ne obiara a ɔde ne ho ka ɔsakyimafoɔ wɔ ɛberɛ a ne ho nteɛ no mu no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/15-0da31da0809a4811c0c4ed965b594678.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 16

Mpata Da

1 Aaron mmammarima baanu a wɔwuwuu wɔ Awurade anim wuo akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Bɔ wo nua Aaron kɔkɔ sɛ, ɔnnkɔ kronkronbea hɔ wɔ ntwamutam no akyi beaeɛ a apam adaka no si ne mmɔborɔhunu beaeɛ hɔ kwa. Ɔkɔ hɔ a ɔbɛwu, ɛfiri sɛ, mʼankasa mewɔ omununkum a ɛkata mpata beaeɛ so no mu.

3 “Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nie: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

4 Ɛsɛ sɛ ɔdware na ɔhyɛ atadeɛ nahanaha ne ne nhyɛaseɛ na ɔbɔ abɔwomu ne abotire.

5 Afei, Israelfoɔ bɛbrɛ no mmirekyie mmienu a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ.

6 “Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔde nantwie ba no bɛma Awurade sɛ bɔne ho afɔdeɛ a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ.

7 Afei, ɔde mmirekyie mmienu no bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano

8 na wɔabɔ wɔn so ntonto ahunu Awurade deɛ, ne deɛ ɛsɛ sɛ wɔsane de no korɔ.

9 Aaron de abirekyie a wɔde no rebɛbɔ Awurade afɔdeɛ no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ.

10 Wɔrenkum abirekyie baako a aka no na wɔde no aba Awurade anim. Wɔbɛyɛ mpatadeɛ ho dwumadie bi agu ne so na wɔde no akɔ ɛserɛ so akɔgya no wɔ hɔ sɛ mpatadwan.

11 “Aaron de nantwinini ba no abɔ bɔne ho afɔdeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ awie no,

12 ɔbɛfa adeɛ a wɔhye aduhwam wɔ mu a egyasramma a wɔfaa no Awurade afɔrebukyia no so ayɛ no ma. Afei ɔde aduhwam a wɔayam no muhumuhu bɛyɛ ne nsam na ɔde akɔ ntwamutam no akyi.

13 Ɛhɔ na ɔde aduhwam no bɛgu bidie no so wɔ Awurade anim na ayi wisie kumɔnn wɔ mpata beaeɛ apam ne adaka (a aboɔ apono a wɔatwerɛ Mmaransɛm Edu agu so wɔ mu) no so nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenwu.

14 Na ɔde nantwinini ba no mogya no bi bɛba na ɔde ne nsateaa baako abɔ mu apete mpata beaeɛ hɔ apueeɛ fam na wapete no mprɛnson wɔ animu.

15 “Afei, ɛsɛ sɛ ɔfiri adi na ɔde abirekyie no kɔbɔ ɔmanfoɔ no bɔne ho afɔdeɛ na wɔde ne mogya no ba ntwamutam no akyi na wɔpete gu mpata beaeɛ hɔ ne animu sɛdeɛ ɔde nantwinini ba no mogya no yɛeɛ no ara pɛ.

16 Na ɛkyerɛ sɛ, wayɛ mpatadeɛ ama beaeɛ kronkron hɔ, ɛfiri sɛ, Israelfoɔ bɔne ama efi aka beaeɛ hɔ ne Ahyiaeɛ Ntomadan no a wɔasi wɔ wɔn mfimfini hɔ no.

17 Sɛ Aaron wura Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kɔ kronkronbea hɔ rekɔyɛ mpatadwuma no a, ɛnni ho kwan sɛ obiara kɔ hɔ bi, gye sɛ ɔyɛ mpatadeɛ no ma ne ho ne ne fiefoɔ ne Israelfoɔ nyinaa wie.

18 “Afei, ɔbɛkɔ afɔrebukyia no ho wɔ Awurade anim akɔyɛ mpatadeɛ ama afɔrebukyia no. Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba no ne abirekyie mogya no fɔre mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no ho,

19 na ɔde ne nsateaa baako pete mogya no mprɛnson gu afɔrebukyia no so de te ho firi Israelfoɔ bɔne no ho yɛ no kronkron.

20 “Sɛ ɔwie mpatadeɛ a ɛfa kronkronbea hɔ ne Ahyiaeɛ Ntomadan no ho nsɛm nyinaa ne afɔrebukyia no ho a, ɔde abirekyie no bɛba anikann

21 de ne nsa mmienu agu aboa no apampam, na waka atirimuɔden ne atuateɛ a Israelfoɔ ayɛ, wɔn bɔne nyinaa de agu abirekyie no apampam, na obi a wɔayi no sɛ ɔnyɛ saa adwuma no de aboa no bɛkɔ ɛserɛ so.

22 Enti abirekyie no bɛsoa nnipa no bɔne nyinaa de akɔ asase a obi nte so no so na onii no agyaa no wɔ ɛserɛ so hɔ.

23 “Afei, Aaron bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ bio akɔworɔ nʼatadeɛ nahanaha a ɔhyɛɛ wɔ ntwamutam no akyi no na wagya no wɔ hɔ.

24 Ɔbɛkɔ akɔdware wɔ baabi a wɔate hɔ ho na wahyɛ ne ntadeɛ no bio na wafiri adi akɔbɔ ɔno ankasa ɔhyeɛ afɔdeɛ asane abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama nnipa no na wayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne wɔn.

25 Ɔbɛhye sradeɛ de abɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so.

26 “Akyire no, ɔbarima a ɔde abirekyie no kɔɔ ɛserɛ so no bɛsi ne ntoma na wadware na wasane aba beaeɛ hɔ bio.

27 Na nantwie ba ne abirekyie a wɔde bɔɔ bɔne ho afɔdeɛ no a Aaron de wɔn mogya kɔɔ kronkronbea hɔ kɔyɛɛ mpatadeɛ no, wɔde wɔn bɛkɔ sraban no akyiri baabi akɔhye a wɔn ho nhoma ne wɔn ayamdeɛ ka ho.

28 Akyire yi, onipa a ɔrebɛhye afɔrebɔdeɛ no bɛsi ne ntoma, adware na wasane akɔ beaeɛ hɔ bio.

29 “Yei yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa. Ɔbosome a ɛtɔ so nson dadu so no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara, na mmom, momfa saa ɛda no nkari mo ho nhwɛ wɔ ahobrɛaseɛ mu. Saa mmara yi ka wɔn a wɔwoo wɔn wɔ asase yi so anaa ahɔhoɔ a wɔne Israelfoɔ teɛ;

30 ɛfiri sɛ, ɛda yi na wɔde kae mo mpata ne mo ahodwira wɔ mo bɔne ho wɔ Awurade anim.

31 Ɛyɛ homeda a ɛsɛ sɛ mode home enti ɛsɛ sɛ modi ɛda no dinn wɔ ahobrɛaseɛ mu. Ɛyɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa.

32 Saa ahyɛdeɛ yi, awoɔ ntoatoasoɔ akyi, Ɔsɔfopanin a wɔasra no no na ɔbɛsi ne nana Aaron anan adi ho dwuma wɔ beaeɛ hɔ. Ɔno nko ara na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔhyɛ atadeɛ kronkron nahanaha no

33 na ɔyɛ mpatadeɛ wɔ kronkronbea hɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ, afɔrebukyia no so, de ma asɔfoɔ no ne nnipa no.

34 “Yei bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo, na Israelfoɔ bɔne enti, moagyina so afe biara de ayɛ mpatadeɛ ama Israelfoɔ afiri wɔn bɔne nyinaa mu.”

Na Mose dii mmara a Awurade hyɛ maa no nyinaa so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/16-300523feb5e1099f58811b70f87d413c.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 17

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Hyɛ saa mmara a ɛfiri Awurade nkyɛn yi ma Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ no nyinaa.

3 Israelni biara a ɔde nantwie, odwammaa anaa abirekyie bɛbɔ afɔdeɛ wɔ sraban mu anaa akyire no

4 a anka ɛsɛ sɛ ɔde no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no ano hɔ de no ma Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no, wɔbɛfa saa onipa no sɛ wahwie mogya agu enti ɛsɛ sɛ wɔtwa no asuo firi ne manfoɔ mu.

5 Saa mmara yi bɛbra Israelfoɔ no a ɛremma wɔmfa mmoa mmɔ afɔdeɛ wɔ wiram baabiara kwa. Ɛbɛhyɛ wɔn ama wɔde afɔrebɔdeɛ no abrɛ ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ ɔsɔfoɔ no bɛtumi de ama Awurade sɛ asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ.

6 Sɛ wɔfa saa ɛkwan no so a, ɔsɔfoɔ no bɛtumi apete mogya agu Awurade afɔrebukyia no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano na wɔahye sradeɛ no sɛ ohwam ama Awurade ani asɔ.

7 Na ama ɔmanfoɔ agyae afɔdeɛ a wɔbɔ ma ahonhommɔne wɔ wiram no. Yei bɛyɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa ama mo firi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

8 “Meti mu bio sɛ, ‘Hyɛ saa mmara yi nso ma wɔn. Sɛ Israelfoɔ anaa ahɔhoɔ a wɔne mo te no de ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no anaa afɔrebɔ no ba,

9 na sɛ wɔamfa amma Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano amfa amma Awurade a, wɔbɛtwa mo asuo afiri ɔmanfoɔ mu.

10 “ ‘Na mɛdane mʼani matia obiara a ɔbɛdi mogya ɛkwan biara so no; ɛmfa ho sɛ ɔyɛ Israelni anaa ɔhɔhoɔ a ɔte mo mu.

11 Ɛfiri sɛ, ɔhonam no nkwa wɔ mogya no mu, na mama mo mogya sɛ momfa mpete afɔrebukyia no so sɛ mpatadeɛ mma mo akra; nkwa a ɛwɔ mogya mu enti na wɔde yɛ mpatadeɛ ma onipa kra.

12 Ɛno enti, mereka akyerɛ Israelfoɔ sɛ, “Mma wɔn anaa ahɔhoɔ a wɔte wɔn mu no nni mogya.”

13 “ ‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a ɔte wɔn mu a ɔbɛkɔ ahayɔ na ɔbɛkum aboa anaa anomaa biara a wɔwe ne nam no, ɔnsɔne ne mogya na ɔmfa mfuturo nkata so,

14 ɛfiri sɛ, aboa biara nkwa ne ne mogya. Ɛno enti na meka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, “Monnni mmogya, ɛfiri sɛ, nnomaa anaa aboa biara nkwa yɛ ne mogya. Enti obiara a ɔdi mogya no, ɛsɛ sɛ wɔtwa no asuo.”

15 “ ‘Obiara a ɔwe aboafunu a ɔno ara awuo anaasɛ akekaboa bi na ɔkumm no no, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ; ɛno akyi, ɛsɛ sɛ wɔpae mu ka sɛ ne ho ate.

16 Na sɛ wansi ne ntoma annware a, wɔne no bɛdi no sɛdeɛ mmara no seɛ.’ ”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/17-55573a04602c31aeea6e52616424ba68.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 18

Mogyafra Yɛ Mmarato

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ,

2 ‘Mene Awurade mo Onyankopɔn,

3 enti mommmɔ mo bra sɛ abosonsomfoɔ. Monnyɛ sɛ nnipa a na mo ne wɔn te wɔ Misraim anaa Kanaan wɔ baabi a mede mo rekɔ no. Monnsuasua wɔn.

4 Me mmara ne mʼahyɛdeɛ ara so na ɛsɛ sɛ modi; na ɛsɛ sɛ modi so pɛpɛɛpɛ, ɛfiri sɛ, mene Awurade mo Onyankopɔn.

5 Sɛ modi so a, mobɛnya nkwa. Mene Awurade.

6 “ ‘Mo mu biara nni ho ɛkwan sɛ ɔware obusuani a ɔbɛn no. Mene Awurade.

7 “ ‘Ɛnsɛ sɛ abaayewa ware nʼagya anaasɛ ɔbabarima ware ne maame.

8 “ ‘Anaa nʼagya yerenom mu bi.

9 “ ‘Anaa ne nuabaa anaa nʼagya babaa anaa ne maame babaa, sɛ wɔwoo no efie no mu anaa efie foforɔ mu.

10 “ ‘Ɛnsɛ sɛ moware mo nanabaa, sɛ ɔyɛ mo babarima babaa anaa mo babaa babaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ obusuani.

11 “ ‘Ɛnsɛ sɛ woware wo nuabaa a ɔyɛ wʼagya yerenom bi babaa.

12 “ ‘Anaa wo sewaa—wo agya nuabaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wʼagya abusuani pɛɛ.

13 “ ‘Saa ara na ɛnsɛ sɛ woware wo maame a ɔyɛ wo maame nuabaa, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wo maame abusuani pɛɛ.

14 “ ‘Wʼagya nuabarima yere nso, wonni ho ɛkwan sɛ woware no.

15 “ ‘Wonni ho ɛkwan sɛ woware wo babarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wʼase.

16 “ ‘Saa ara nso na wontumi nnware wo nuabarima yere, ɛfiri sɛ, ɔyɛ wo nuabarima dea.

17 “ ‘Worentumi nware ɔbaa bi nsane nware ne babaa anaa ne nanabaa nka ho, ɛfiri sɛ, wɔn nyinaa yɛ abusuafoɔ pɛɛ na ɛyɛ awudisɛm nso.

18 “ ‘Ɛnsɛ sɛ woware anuanom mmaa baanu, ɛfiri sɛ, wɔbɛtwe kora. Na sɛ ɛba sɛ wo yere wu na woware ne nuabaa bi deɛ a, ɛyɛ.

19 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa ɔbaa a wakɔ afikyire.

20 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wofa wo yɔnko yere de gu wo ho fi.

21 “ ‘Mfa wo mma mu biara mma Molek na ɔmmfa no mmɔ afɔdeɛ wɔ n’afɔrebukyia so. Ngu wo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene Awurade.

22 “ ‘Ɔbarima a ɔne ne yɔnko barima da yɛ akyiwadeɛ kɛseɛ na ɛyɛ bɔne a ɛso nso.

23 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔbarima fa aboa de gu ne ho fi. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbaa de ne ho ma aboanini ma ɔfa no. Ɛyɛ akyiwadeɛ kɛseɛ.

24 “ ‘Monngu mo ho fi wɔ saa akwan ahodoɔ yi biara so na yeinom ne deɛ abosonsomfoɔ yɛ. Esiane sɛ wɔyɛ saa enti, merebɛyi wɔn afiri asase a morekɔ so no so.

25 Saa ahohwibra no agu ɔman mu no nyinaa ho fi; ɛno enti na meretwe nnipa a wɔte hɔ no aso na mɛyi wɔn afiri asase no so.

26 Ɛsɛ sɛ modi me mmara ne mʼahyɛdeɛ no nyinaa so pɛpɛɛpɛ na ɛnsɛ sɛ moyɛ saa akyiwadeɛ yi mu bi koraa. Saa mmara yi ka mo a wɔwoo mo Israelman mu ne ahɔhoɔ a wɔne mo te nyinaa.

27 Ampa ara, ɛfiri sɛ daa nnipa a wɔte saa asase a mede mo rekɔ so no so yɛ saa akyiwadeɛ yi enti, asase no ho agu fi.

28 Monnyɛ saa adeɛ no bi, anyɛ saa a, mɛpam mo afiri asase no so sɛdeɛ mɛyɛ wɔn a wɔte hɔ seesei no.

29 “ ‘Obiara a ɔbɛyɛ akyiwadeɛ yi mu bi no, wɔbɛtwa no asuo afiri ɔman yi mu.

30 Enti monhwɛ sɛ mobɛdi me mmara no so na monnyɛ saa abusudeɛ kɛseɛ yi bi. Monnkɔyɛ abususɛm a wɔn a wɔte asase a morekɔ so no yɛ no bi mmfa ngu mo ho fi. Mene Awurade mo Onyankopɔn.’ ”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/18-38c358b975a0457a198fbc746e8ef1e9.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 19

Abrabɔ Kronkron

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, me Awurade a meyɛ mo Onyankopɔn no, meyɛ kronkron.

3 “ ‘Ɛsɛ sɛ mode anidie ma mo maamenom ne mo agyanom na modi me homeda mmara no so, ɛfiri sɛ, meyɛ Awurade mo Onyankopɔn.

4 “ ‘Monnsom ahoni, ɛfiri sɛ, meyɛ Awurade mo Onyankopɔn.

5 “ ‘Ɛsɛ sɛ mobɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade a momfa ɛkwan pa so mmɔ na asɔ Awurade ani.

6 Ɛda a mobɛbɔ saa afɔdeɛ no, monni no ɛda no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ sɛ modi no adekyeeɛ. Monhye deɛ ɛbɛdi nnansa no.

7 Na deɛ mobɛdi no nnansa so no yɛ akyiwadeɛ ma me, enti mɛpo.

8 Sɛ modi no nnansa so a, modi ho fɔ na moagu Awurade kronkronyɛ nso ho fi, na wɔbɛtwa mo asuo afiri Awurade nkurɔfoɔ mu.

9 “ ‘Sɛ motwa mo nnɔbaeɛ a, monntwa nnɔbaeɛ a ɛwɔ mo mfuo nhanoa no. Sɛ moretwa a, aba a ɛbɛgu fam no nso, monntase.

10 Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ mote so nyinaa. Na deɛ ɛbɛte agu aseɛ no nso, monntase. Monnya mma ahiafoɔ ne akwantufoɔ a wɔbɛfa hɔ no na mene Awurade mo Onyankopɔn.

11 “ ‘Mommmɔ korɔno.

“ ‘Monntwa atorɔ.

“ ‘Na monnsisi obiara.

12 “ ‘Monnka ntanhunu mfa ngu mo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene Awurade.

13 “ ‘Nwia wo yɔnko na monnsisi obi.

“ ‘Na mo apaafoɔ nso, montua wɔn ka ntɛm na mommma adeɛ nkye so.

14 “ ‘Monnnome ɔsotifoɔ na monntwintwane onifirani akwan mu. Monsuro mo Onyankopɔn; Mene Awurade.

15 “ ‘Ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara atemmufoɔ bu atɛntenenee a wɔnhwɛ sɛ deɛ wɔrebu no atɛn no yɛ ohiani anaa osikani. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmuo yɛ pɛpɛɛpɛ.

16 “ ‘Monnni nsekuro.

“ ‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene Awurade.

17 “ ‘Ntane wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefoɔ mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wodi ho fɔ saa ara.

18 “ ‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔ; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene Awurade.

19 “ ‘Monni me mmara so:

“ ‘Mma wo nantwie mforo aboa foforɔ bi.

“ ‘Nnua afifideɛ a ɛgu ahodoɔ mmienu wɔ wʼafuo mu.

“ ‘Nhyɛ atadeɛ a ɛfa yɛ kuntu na ɛfa nso yɛ serekye.

20 “ ‘Sɛ obi bɔ afenaa bi a obi asi no asiwaa asɔn a, ɛsɛ sɛ wɔdi wɔn asɛm wɔ asɛnniiɛ nanso ɛnsɛ sɛ wɔkum wɔn, ɛfiri sɛ, afenaa no nne ne ho.

21 Ɔbarima no na ɔde ne fɔdie afɔrebɔdeɛ bɛbrɛ Awurade wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ odwennini.

22 Ɔsɔfoɔ no de odwennini no bɛyɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛeɛ no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no.

23 “ ‘Sɛ mokɔ asase bi so kɔdua nnuaba ahodoɔ pii wɔ so a, nnɔbaetwa mmiɛnsa a ɛdi ɛkan no, monnni, ɛfiri sɛ, wɔbu no sɛ ɛho agu fi.

24 Na ne mfeɛ ɛnan so no, momfa aba no nyinaa mma Awurade mfa nkamfo no.

25 Na ne mfeɛ enum so no, aba no yɛ mo dea. Mene Awurade mo Onyankopɔn.

26 “ ‘Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya ɛnam.

“ ‘Na mommfa mo ho nto ntafowayie anaa bayie so.

27 “ ‘Ɛnsɛ sɛ motwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so sɛdeɛ abosonsomfoɔ yɛ no.

28 “ ‘Mommotabota mo ho mma ayiyɛ, na monnyɛ nsohyɛdeɛ wɔ mo honam ani nso. Mene Awurade.

29 “ ‘Mma wo babaa nkɔbɔ adwaman mfa ngu ne ho fi na asase no annane abɔnefoɔ asase.

30 “ ‘Monni me homeda mmara no so na monni mʼAhyiaeɛ Ntomadan no ni, ɛfiri sɛ, mene Awurade.

31 “ ‘Monnkɔ abisa wɔ adebisafoɔ ne abayifoɔ nkyɛn mmfa ngu mo ho fi, na mene Awurade mo Onyankopɔn.

32 “ ‘Momfa obuo ne anidie mma mpanimfoɔ wɔ Onyamesuro mu. Mene Awurade.

33 “ ‘Mommfa no sɛ yɛwɔ ahɔhoɔ wɔ yɛn ɔman yi mu enti yɛbɛsisi wɔn.

34 Mommu wɔn sɛdeɛ mobu onipa biara. Monnodɔ wɔn sɛ mo ho na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so. Mene Awurade mo Onyankopɔn.

35 “ ‘Ɛnsɛ sɛ mobu ntɛnkyea wɔ adesusuo, adekari anaa ade dodoɔ mu.

36 Ɛsɛ sɛ mo nsania ne mo nkariboɔ yɛ pɛpɛɛpɛ. Adeɛ a mode susu nsunsudeɛ ne nneɛma a ɛnyɛ nsunsu no nso, ɛsɛ sɛ ɛyɛ pɛpɛɛpɛ, ɛfiri sɛ, mene Awurade mo Onyankopɔn a mede mo firi Misraim baeɛ no.

37 “ ‘Ɛsɛ sɛ modi me mmaransɛm ne mʼahyɛdeɛ no nyinaa so, na mene Awurade.’ ”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/19-a81a451303046817f4568b88d562a562.mp3?version_id=2094—