Categories
3 Mose

3 Mose Nnianimu

Nnianimu

Mose Nwoma a ɛtɔ so Mmiɛnsa (Lewitikɔs) yi ka Onyankopɔn nhyehyɛeɛ ne mmara ho asɛm. Ɛkyerɛ nhyehyɛeɛ ne akwan ahodoɔ a ɛsɛ sɛ asɔfoɔ anaa Lewifoɔ no fa so yɛ wɔn som adwuma wɔ hyiadan mu. Nwoma yi mu asɛm titire fa Onyankopɔn Kronkronyɛ ne ɛkwan a ɛsɛ sɛ nnipa fa so de som no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔne Nyankopɔn a ɔyɛ Israel Nyankopɔn Kronkron no ayɔnkofa no bɛtena hɔ daa.

Asɛnhia baako a ɛwɔ

19.18

mu, a Yesu nso kaeɛ ne mmara asɛm a ɛka sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no.

Emu Nsɛm

Onyankopɔn Kronkron No Som (

1.1–17.16

)

Asetena A Ɛyɛ Kronkron (

18.1–27.34

)

Categories
3 Mose

3 Mose 1

Ɔhyeɛ Afɔrebɔ

1 Afei, Awurade kasa firii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘sɛ morebɔ Awurade afɔdeɛ a, momfa mo anantwie ne mo nnwan no bi na mommɔ saa afɔdeɛ no.

3 “ ‘Sɛ mo afɔrebɔdeɛ a mode rebɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no yɛ nantwie a ɔfiri mo nantwibuo mu a, momfa nantwie a ɔnnii dɛm na mommɔ saa afɔdeɛ no sɛdeɛ ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɛhɔ na asɔfoɔ no bɛgye wʼayɛyɛdeɛ a wode rebrɛ Awurade no.

4 Ɛsɛ sɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no tiri so sɛ mpatadeɛ ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wuo sene sɛ afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bɛwu sɛ ne bɔne so akatua.

5 Afɔrebɔni no bɛkum aboa no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Na Aaron mmammarima asɔfoɔ no asɔ aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔrebukyia a ɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano no ne ɛho nyinaa.

6 Afei, asɔfoɔ no bɛpa aboa no ho nhoma na wɔabobɔ.

7 Na ɔsɔfoɔ Aaron mmammarima no bɛsɔ ogya wɔ afɔrebukyia no so.

8 Na wɔde aboa no afaafa bi ne ne ti ne ne sradeɛ agu nnyensin no so.

9 Wɔnhohoro nʼayamdeɛ ne ne nan ho na asɔfoɔ no nhye no wɔ afɔrebukyia no so na ayɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.

10 “ ‘Sɛ aboa a wɔde no rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no yɛ odwan anaa abirekyie a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara.

11 Onipa a ɔde no baeɛ no bɛkum no Awurade anim wɔ afɔrebukyia no atifi na Aaron mmammarima asɔfoɔ no apete mogya no agu afɔrebukyia no so ne ɛho nyinaa.

12 Ɔbɛhyehyɛ ɛnam no na asɔfoɔ no de nʼasinasini no ne botire no ne ne sradeɛ no agu nnyensin a ɛgu afɔrebukyia no so no so.

13 Wɔde nsuo bɛhohoro nʼayamdeɛ ne ne nan no ho ansa na asɔfoɔ no ahye no afɔrebukyia no so de ama Awurade; ɛfiri sɛ, ɔhyeɛ afɔdeɛ sɔ Awurade ani.

14 “ ‘Sɛ obi pɛ sɛ ɔde anomaa bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma.

15 Ɔsɔfoɔ no bɛfa anomaa no de no akɔ afɔrebukyia no so na wate ne ti ahye no, na ne mogya no, ɔbɛsɔne agu afɔrebukyia no nkyɛn.

16 Afei, ɔsɔfoɔ no bɛyi ne mene ase, atutu ne ntakra no na wato agu nsõ no mu wɔ afɔrebukyia no apueeɛ fam.

17 Afei, ɔbɛtwe nʼatabu mu ama emu ntini no atete asensɛn hɔ. Na ɔsɔfoɔ no ahye no wɔ afɔrebukyia no so na Awurade de anigyeɛ bɛgye saa afɔrebɔ yi.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/1-e07688a8d0c273d76772dc180b7454b8.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 2

Atokoɔ Afɔrebɔ

1 “ ‘Obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ aduane afɔdeɛ de ma Awurade no, ɛsɛ sɛ ɔde asikyiresiam a ɛyɛ fɛ a wahwie ngo agu so de aduhwam afra na ɛbɔ.

2 Ɛsɛ sɛ ɔsa ne nsabuo ma de si aduane no nyinaa anan de ma asɔfoɔ no mu baako hye sɛ afɔrebɔdeɛ, na ɛbɛyɛ Awurade anisɔ.

3 Ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam no nkaeɛ ma Aaron ne ne mmammarima sɛ wɔn aduane; nanso wɔfa ne nyinaa sɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ ama Awurade.

4 “ ‘Sɛ wɔde burodo a wɔato no fononoo mu brɛ Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ato a mmɔreka nni mu na ɛbɔ saa afɔdeɛ no. Motumi de burodo ntrawa dɛɛdɛ a mmɔreka nni mu na mode ngo afa so nso bɔ afɔdeɛ ma ɛyɛ yie.

5 Sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ aduane a wɔato no dadeɛ so a, asikyiresiam muhumuhu a mmɔreka mfra mu na mode ngo afra na momfa mmɔ saa afɔdeɛ no.

6 Mommubu mu asinasini na monhwie ngo ngu so na ɛnyɛ sɛ atokoɔ afɔdeɛ ara pɛ.

7 Sɛ monoa mo afɔdeɛ no wɔ kyɛnsee mu a, ɛno nso, momfa asikyiresiam muhumuhu a mode ngo afra na ɛmmɔ saa afɔdeɛ no.

8 Sɛ moyɛ aduane bi, sɛ motooɛ, sɛ mokyeeɛ anaasɛ mohoeɛ no, ɛsɛ sɛ mode saa afɔrebɔdeɛ no kɔma ɔsɔfoɔ na ɔno nso de kɔ afɔrebukyia no anim de kɔma Awurade.

9 Afɔrebɔdeɛ no mu kakra bi na ɛsɛ sɛ asɔfoɔ no hye, nanso Awurade ani bɛsɔ ade mu no nyinaa.

10 Deɛ ɛbɛka no yɛ asɔfoɔ no dea, nanso wɔfa no sɛ ne nyinaa yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ kronkron a wɔabɔ de ama Awurade.

11 “ ‘Afɔrebɔ a mode asikyiresiam na ɛbɔ no, mommfa mmɔreka mfra mu, ɛfiri sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ biara a mobɛbɔ ama Awurade no, mode mmɔreka anaa ɛwoɔ fra mu.

12 Mode bɛbrɛ Awurade sɛ aduanekan afɔrebɔdeɛ, nanso ɛnsɛ sɛ wɔhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.

13 Momfa nkyene mfra afɔrebɔdeɛ biara, ɛfiri sɛ, nkyene yɛ nkaedeɛ wɔ Onyankopɔn apam no mu.

14 “ ‘Sɛ mode mo mfudeɛ a ɛdi ɛkan mu aba kane rebɛbɔ afɔdeɛ a, emu aburoo no monhwane ho na monkye na momfa mma Awurade.

15 Momfa ngo ne aduhwam nyɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛyɛ atokoɔ afɔdeɛ.

16 Na asɔfoɔ no bɛhye aburoo no bi a wɔde ngo ne aduhwam afra no sɛ nkaedeɛ wɔ Awurade anim.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/2-ddb87b24305a1664e80778e972bedfbc.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 3

Asomdwoeɛ Afɔrebɔ

1 “ ‘Sɛ obiara pɛ sɛ ɔbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Awurade a, ɔtumi de nantwinini anaa nantwibereɛ bɔ, nanso ɛsɛ sɛ aboa no yɛ deɛ ne ho nni dɛm biara.

2 Onipa a ɔde aboa no aba no de ne nsa bɛgu aboa no apampam na wakum no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. Na Aaron mmammarima no apete aboa no mogya agu afɔrebukyia no ho,

3 na wɔahye aboa no ayamdeɛ ne ɛho sradeɛ nyinaa

4 ne ne sawa mmienu no ne ne sisia ne ne sawa kotokuo wɔ Awurade anim.

5 Na ɛbɛsɔ Awurade ani yie.

6 “ ‘Sɛ abirekyie anaa odwan na mode bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama Awurade a, ɛnsɛ sɛ ɛdɛm biara ba ne ho na ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini anaa ɔbereɛ.

7 Sɛ mode odwan ba sɛ mo akyɛdeɛ a,

8 momfa mo nsa ngu nʼapampam na monkum no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Afei, Aaron mmammarima no bɛpete mogya no agu afɔrebukyia no ho nyinaa.

9 Saa asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ yi, fa bi na wɔmfa mma Awurade sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ a ne dua ne mu nneɛma ne ɛho sradeɛ, sradeɛ a ɛwɔ ne yam adeɛ nyinaa ho,

10 ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn ne sisia ne ne berɛboɔ a wɔbɛyi ɛno ne ne sawa no ka ho.

11 Ɔsɔfoɔ no bɛhye no wɔ afɔrebukyia no so sɛ aduane a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade.

12 “ ‘Sɛ obi de abirekyie brɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔdeɛ a,

13 fa wo nsa gu aboa no apampam naku no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Aaron mmammarima de aboa no mogya bɛpete afɔrebukyia no ho nyinaa.

14 Ɛsɛ sɛ wɔhye saa afɔrebɔdeɛ yi fa bi ma Awurade. Saa afɔrebɔdeɛ fa no yɛ aboa no yam sradeɛ,

15 ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ a ɛbɛn nʼasene mu ne ne berɛboɔ a wɔbɛyi aka ne sawa no ho.

16 Ɔsɔfoɔ no bɛhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Awurade ani bɛsɔ saa ɔhyeɛ afɔdeɛ no. Kae sɛ sradeɛ no nyinaa yɛ Awurade dea.

17 “ ‘Yei ne mmara a monni so daa nyinaa wɔ asase yi so baabiara. Monnni sradeɛ anaa mogya.’ ”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/3-465096f776ed6c6721a939133b136f8a.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 4

Bɔne Ho Afɔrebɔ

1 Afei Awurade hyɛɛ mmara foforɔ maa Mose sɛ:

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘saa mmara yi na ɛwɔ hɔ ma obiara a wanhyɛ da na ɔbɛbu Awurade mmara no bi so.

3 “ ‘Sɛ ɔsɔfoɔ bi anhyɛ da na ɔfom mmara bi na ɛnam so de afɔbuo ba nnipa no so a, ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ma Awurade.

4 Ɛsɛ sɛ ɔde aboa no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano na ɔde ne nsa gu nʼapampam na ɔkum no wɔ hɔ wɔ Awurade anim.

5 Ɔsɔfoɔ no de aboa no mogya bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.

6 Ɔde ne nsateaa baako bɛbɔ mogya no mu apete no mprɛnson wɔ Awurade anim wɔ ntoma a ɛsɛn kronkron mu kronkron no anim.

7 Afei, ɔsɔfoɔ no de mogya no bi bɛgu aduhwam no toa a ɛsi afɔrebukyia no so no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu; mogya no a ɛbɛka no, wɔbɛhwie agu afɔrebukyia no ase de abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.

8 Afei ɔbɛtete sradeɛ a ɛwɔ ne nsono no ho nyinaa,

9 ne sawa mmienu no ne sisia sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo,

10 na wahye no wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so te sɛ nantwinini anaa nantwibereɛ a wɔde no bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no pɛ.

11 Nanso nantwie ba no ho nneɛma a ɛbɛka a ɛyɛ ne nhoma, ne nam, ne ti, ne nan, nʼayamdeɛ, ne ne nsono no deɛ,

12 wɔmfa nkɔ afahyɛbea bi a ɛhɔ te wɔ akyiri baabi a wɔde nsõ firi afɔrebukyia no so kɔ hɔ kɔhye no nnyensin so no.

13 “ ‘Sɛ Israelfoɔ nyinaa yɛ bɔne a ɛtia Awurade, na sɛ ɛnyɛ boapa yɛ a, nnipa no nyinaa bɛdi ho fɔ.

14 Na sɛ wɔhunu wɔn bɔne a, wɔde nantwie ba bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.

15 Sɛ wɔrebɔ saa afɔdeɛ no a, ɔman no mu mpanimfoɔ de wɔn nsa bɛgu aboa no apampam na wɔakum no wɔ Awurade anim.

16 Na ɔsɔfoɔ no de ne mogya aba Ahyiaeɛ Ntomadan no mu,

17 na ɔde ne nsateaa baako abɔ mogya no mu apete no mprɛnson wɔ Awurade ne ntoma a ɛtwa ɛdan no mu no anim.

18 Ɔde mogya bɛgu mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu wɔ Awurade anim. Afei ɔbɛhwie mogya a aka wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no afɔrebukyia no ase no agu wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.

19 Sradeɛ a ɛwɔ aboa no mu nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔyi na wɔhye no wɔ afɔrebukyia no so.

20 Ɔbɛfa ɛkwan a wɔfa so bɔ bɔne ho afɔdeɛ no so pɛpɛɛpɛ. Yei bɛma ɔsɔfoɔ no abɛyɛ mpatadeɛ ama ɔman no na wɔde obiara bɔne bɛkyɛ no.

21 Afei asɔfoɔ no bɛtwe nantwinini ba no de no akɔ beaeɛ foforɔ bi so akɔhye no wɔ hɔ te sɛ deɛ ɔrebɔ ɔbaakofoɔ bɔne ho afɔdeɛ no. Nanso yei deɛ, ɛyɛ ɔman mu no nyinaa afɔrebɔdeɛ.

22 “ ‘Sɛ mpanimfoɔ no bi yɛ bɔne a ɔnnim sɛ wafom Awurade Onyankopɔn mmara no baako

23 na wɔma no te ne ho ase a, ɛsɛ sɛ ɔde ɔpapo a ne ho nni dɛm ba sɛ nʼafɔrebɔdeɛ.

24 Ɔde ne nsa bɛgu aboa no apampam na wakum no wɔ beaeɛ a wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ mmoa no de ama Awurade no. Yei yɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ.

25 Afei, ɔsɔfoɔ no de ne nsateaa baako bɛbɔ afɔrebɔdeɛ mogya no mu na ɔde afɔre afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so no mmɛn no ho; na afei wɔahwie mogya no nkaeɛ agu afɔrebukyia no ase.

26 Wɔbɛhye sradeɛ no nyinaa wɔ afɔrebukyia no so te sɛ deɛ wɔhye asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no ara pɛ; ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama ɔpanin ko no wɔ ne bɔne no ho na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no.

27 “ ‘Sɛ ɔpapahwekwaa bi yɛ bɔne a ɔnnim sɛ wafom a, ɔdi ho fɔ.

28 Nanso ɔnya te ne ho ase ara pɛ a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibereɛ a ne ho nni dɛm ba ma wɔde pata ne bɔne no.

29 Ɔde no bɛba beaeɛ a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wɔkum wɔn de wɔn bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔdeɛ no apampam na wakum no.

30 Na ɔsɔfoɔ no de mogya no bi afɔre ne nsateaa baako ho na ɔde afɔre ɔhyeɛ afɔrebukyia mmɛn no ho. Afei, ɔsɔfoɔ no bɛhwie mogya no nkaeɛ no agu afɔrebukyia no ase.

31 Wɔbɛyi sradeɛ no nyinaa afiri mu te sɛ deɛ wɔfa bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no ara. Na ɔsɔfoɔ no bɛhye no wɔ afɔrebukyia no so. Na Awurade ani bɛsɔ. Ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama saa onipa no na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.

32 “ ‘Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔde odwammaa bɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ nso a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbereɛ a ɛdɛm biara nni ne ho.

33 Ɔde no bɛba beaeɛ a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wɔkum wɔn de wɔn bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne no afɔrebɔdeɛ no apampam na wakum no sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ.

34 Na ɔsɔfoɔ no de mogya no bi afɔre ne nsateaa baako ho na ɔde afɔre ɔhyeɛ afɔrebukyia mmɛn no ho. Na wahwie mogya no nkaeɛ no agu afɔrebukyia no ase.

35 Wɔbɛyɛ sradeɛ no sɛdeɛ wɔyɛ asomdwoeɛ odwammaa sradeɛ no. Ɔsɔfoɔ no bɛhye sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so te sɛ afɔdeɛ ahodoɔ a wɔde ogya bɔ ma Awurade no ara pɛ. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa ko no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/4-e6c61340688b6de9a2d55059fe1ab094.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 5

Bɔne Ahodoɔ A Ɛsɛ Sɛ Wɔbɔ Ho Afɔdeɛ

1 “ ‘Obiara a ɔnka bɔne bi a ɔnim ho biribi ho hwee no di ho fɔ.

2 “ ‘Obiara a ɔde ne nsa ka adeɛ bi a amanneɛ kwan so, ɛho nte, te sɛ aboa bi a ne ho nteɛ no funu, sɛ ɔyɛ wiram aboa, sɛ ɔyɛ afieboa anaa aboa a ɔwea fam no, mpo sɛ wɔnnim sɛ wɔn ho agu fi a, wɔbɛfa no sɛ wɔn ho nte na wɔdi fɔ.

3 Sɛ obi anhyɛ da na ɔde ne nsa ka biribi a ɛfiri onipa mu a ɛho nte na ɔte ne ho ase sɛ wayɛ saa adeɛ no a, ɔdi ho fɔ.

4 Sɛ obi ka ntam a, sɛ ntam no yɛ anaa ɛyɛ ntanhunu no, sɛ ɔhunu sɛ ɛyɛ ntanhunu a, ɔdi ho fɔ.

5 Sɛ obi di yeinom bi ho fɔ a, ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne no mu nokorɛ

6 na ɔde odwanbereɛ anaa abirekyibereɛ bɔ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔsɔfoɔ na ɔbɛbɔ onipa ko no bɔne no ho afɔdeɛ ama no. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama no.

7 “ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya odwammaa mfa mma Awurade a, ɔmfa nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmra sɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Nnomaa no mu baako bɛyɛ ne bɔne no afɔrebɔdeɛ na ɔbaako ayɛ ne hyeɛ afɔrebɔdeɛ.

8 Ɔde bɛma ɔsɔfoɔ no na ɔde anomaa a ɔdi ɛkan no abɔ bɔne afɔdeɛ no. Ɔbɛkyinsa aboa no kɔn nanso ɔrente ne ti mfiri so,

9 na wapete ne mogya no bi agu afɔrebukyia no ho. Mogya no nkaeɛ no, ɔbɛhwie agu afɔrebukyia no ase. Yei ne afɔrebɔ kwan a ɛpepa bɔne.

10 Ɔde anomaa a ɔtɔ so mmienu no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ ɔbɔɔ afɔdeɛ a ɛdi ɛkan no ara pɛ. Ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama deɛ wayɛ bɔne no, na ɛnam so ma wɔde ne bɔne akyɛ no.

11 “ ‘Sɛ ɔyɛ ohiani buruburo a ɔrentumi mfa nturukuku anaa mmorɔnoma mma mmɛbɔ ne bɔne ho afɔdeɛ a, ɔde asikyiresiam papa lita mmienu ne fa bɛba sɛ ne bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔde ɔsra ngo fra. Ɛnsɛ sɛ ɔde aduhwam nso gu so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ bɔne afɔdeɛ.

12 Ɔde bɛma ɔsɔfoɔ no. Na ɔsɔfoɔ no asa ne nsabuo ma de asi ne nyinaa anan na wahye no afɔrebukyia no so ama Awurade sɛ afɔrebɔdeɛ biara. Yei bɛyɛ ne bɔne ho afɔrebɔ.

13 Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfoɔ no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa no na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no. Asikyiresiam a aka no, wɔde bɛma ɔsɔfoɔ no te sɛ afudeɛ afɔrebɔdeɛ no ara pɛ.’ ”

14 Awurade hyɛɛ mmara maa Mose sɛ,

15 “Sɛ obi anhyɛ da na ɔgu ade kronkron ho fi a, ɔde odwennini a ne ho nni dɛm a ɔfata sɛ mpatadeɛ wɔ ne fɔ no ho bɛba abɛbɔ Awurade afɔdeɛ.

16 Ade kronkron a onipa no guu ho fi no nso, ɔde foforɔ bɛsi anan na watua dekodeɛ no boɔ ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho sɛ asotwe. Ɔde ne nyinaa bɛma ɔsɔfoɔ na ɔde odwennini no abɔ bɔne afɔdeɛ no na wɔde ne bɔne akyɛ no.

17 “Sɛ obi anhyɛ da na ɔbu Awurade mmara no bi so a, ɔdi fɔ enti ɛsɛ sɛ ɔtua afɔbudeɛ a Mose bɛhyɛ no.

18 Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini anaa ɔpapo a ɔnni dɛm brɛ ɔsɔfoɔ sɛ ne bɔne no ho afɔrebɔdeɛ. Na ɔsɔfoɔ no de ayɛ mpatadeɛ ama no sɛdeɛ bɔne biara a ɔyɛeɛ a wanhyɛ da no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.

19 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ saa afɔdeɛ no sɛ afɔdie afɔrebɔ, ɛfiri sɛ, ɔdi fɔ pefee wɔ Awurade anim.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/5-fadeec25f49c4930a307d5cdcc13fa42.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 6

Bɔne A Ɛsɛ Sɛ Wɔbɔ Ho Afɔdie Afɔdeɛ

1 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Sɛ obi yɛ bɔne tia me, sɛ ebia, ɔmpɛ sɛ ɔsane de biribi a wɔde ama no asie kɔto baabi a ɛda anaasɛ ɔbɔ korɔno, anaa ɔsisi ne yɔnko,

3 anaa ɔtu ahunu na ɔka ntam sane wɔ ho sɛ dekodeɛ no nni ne nkyɛn a,

4 sɛ obi yɛ bɔne na ɔdi ho fɔ a, ɔbɛsane de ne korɔnodeɛ no anaa ne tintinnyɛdeɛ anaa deɛ wɔde maa no sieeɛ anaa agyapadeɛ a wɔde ahyɛ ne nsa, anaa adeɛ a ayera no aba.

5 Biribiara a waka ho ntanhunu no nso, ɔbɛsane de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ne dea no, ɛda a ɔrebɔ afɔdie ho afɔdeɛ no.

6 Nʼafɔdie ho afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ odwennini a ɔnni dɛm. Ɛsɛ sɛ ɔdi ɛboɔ biara a wɔbɛbɔ no no. Ɔde no bɛma ɔsɔfoɔ

7 na ɔsɔfoɔ no de no ayɛ mpatadeɛ ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.”

8 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

9 “Fa saa mmara a ɛfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ho yi ma Aaron ne ne mmammarima. ‘Wɔbɛgya ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no wɔ ogya no so anadwo mu no nyinaa a afɔrebukyia ogya no gu so rehye.

10 Adeɛ kye a, ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ nʼasɔfotadeɛ nahanaha wɔ aseɛ na wahyɛ atadetam korɔ no ara bi ngugusoɔ na wakɔpra ɔhyeɛ afɔdeɛ nsõ no de agu afɔrebukyia no nkyɛn.

11 Afei, ɔbɛsesa ne ntadeɛ no na wasoa nsõ no afiri beaeɛ hɔ de akɔgu beaeɛ foforɔ a wɔate hɔ no.

12 Saa ɛberɛ yi nyinaa ɛsɛ sɛ ogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no dɛre. Ɛnsɛ sɛ ɛdum. Anɔpa biara ɔsɔfoɔ no de ogya foforɔ bɛhyɛ mu na ɔde ɛda biara ɔhyeɛ afɔdeɛ agu so, na wahye sradeɛ a wɔde bɔ ɛda biara asomdwoeɛ afɔdeɛ no.

13 Ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara ogya no kɔ so dɛre. Ɛnsɛ sɛ ɛdum.

14 “ ‘Atokoɔ afɔdeɛ ho mmara nso nie: Aaron mmammarima bɛgyina afɔrebukyia no anim na wɔde atokoɔ afɔrebɔ no ama Awurade.

15 Ɔsɔfoɔ no bɛsa asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu no ne nsabuo ma na ɔde ngo ne aduhwam afra ahye no wɔ afɔrebukyia no so sɛ ananmusideɛ ama Awurade; na Awurade ani bɛsɔ.

16 Ɔsa ne nsabuo ma wie a, deɛ ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mmammarima dea a wɔbɛdie. Wɔbɛdi a wɔremfa mmɔreka mfra wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ.

17 Si so dua sɛ, sɛ wɔto a, wɔmmfa mmɔreka mfra mu. Mede saa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ maa me no bi ama asɔfoɔ no. Esiane sɛ ne nyinaa yɛ bɔne ne afɔdie ho afɔrebɔ enti, ɛyɛ kronkron.

18 Aaron asefoɔ mmarima ne asɔfoɔ na wɔnni mfiri awoɔ ntoatoasoɔ so nkɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. Nanso asɔfoɔ no nko ara na wɔnni afɔrebɔdeɛ a wɔabɔ no ogya so ama Awurade no.’ ”

19 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

20 “Ɛda a wɔbɛsra Aaron ne ne mmammarima ngo no, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam lita mmienu ne fa brɛ Awurade. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummerɛ.

21 Wɔde ngo bɛfra ato wɔ dadeɛ apaawa so. Ɛsɛ sɛ wɔto no yie na wɔde brɛ Awurade sɛ nʼafɔrebɔdeɛ a ɛsɔ nʼani yie.

22 Ɔsɔfoɔ a ɔfiri Aaron mmammarima mu a wɔrehyɛ no ɔsɔfoɔ ma wasi nʼagya anan no de bɛma Awurade sɛdeɛ wɔahyɛ ho mmara afebɔɔ sɛ wɔnhye ne nyinaa no.

23 Ɔsɔfoɔ biara atokoɔ afɔdeɛ a ɔbɛbɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhye ne nyinaa. Ɛnsɛ sɛ wɔdi.”

24 Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

25 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima sɛ bɔne afɔrebɔ ho mmara nie: Saa afɔrebɔdeɛ yi ho yɛ kronkron yie enti ɛsɛ sɛ wɔkum no Awurade anim wɔ beaeɛ a wɔkum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ wɔ hɔ no.

26 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ a ɔyɛ afɔrebɔ no ho adwuma no we afɔrebɔdeɛ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ.

27 Wɔn a wɔate wɔn ho a wɔyɛ asɔfoɔ nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka ɛnam no bi; na sɛ ɛba sɛ aboa no mogya bi pete wɔn ntadeɛ mu a, ɛsɛ sɛ wɔsi ntadeɛ no wɔ beaeɛ a wɔate ho hɔ.

28 Kukuo a wɔnoaa ɛnam no wɔ mu no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no; na sɛ ɛyɛ kɔbere nso a, ɛsɛ sɛ wɔtwi mu, na wɔde nsuo hohoro mu nyinaa yie.

29 Ɔbarima biara a ɔfra asɔfoɔ no mu no bɛdi afɔrebɔdeɛ no bi—wɔn nko ara—ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron yie.

30 Sɛ wɔde bɔne ho afɔrebɔdeɛ no mogya no bi kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ de kɔyɛ mpatadeɛ wɔ kronkronbea hɔ a, ɔsɔfoɔ biara renwe bi. Ɛsɛ sɛ wɔde ogya hye aboa no nyinaa wɔ Awurade anim.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/6-5f402c8f3d6160122f19d85bd91bca41.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 7

1 “ ‘Amanneɛ a ɛfa bɔne afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron no nie:

2 Wɔbɛkum aboa a wɔde no rebɔ afɔdeɛ no wɔ beaeɛ a wɔkumm aboa a wɔde no bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no na wɔde ne mogya no apete afɔrebukyia no ho ahyia.

3 Ɔsɔfoɔ no de aboa no mu sradeɛ nyinaa, ne dua,

4 ne sawa mmienu ne ne sisia sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo no nyinaa bɛgu nkyɛn de abɔ saa afɔdeɛ no.

5 Asɔfoɔ no bɛhye no afɔrebukyia no so sɛ ɛfɔdie ho afɔdeɛ de ama Awurade.

6 Mmarima a wɔfra asɔfoɔ no mu nko ara na wɔbɛwe ɛnam no bi. Wɔnwe no beaeɛ a ɛhɔ yɛ kronkron, ɛfiri sɛ, ɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛho te yie.

7 “ ‘Amanneɛ korɔ no ara na wɔbɛfa so abɔ bɔne afɔdeɛ ne ɛfɔdie afɔdeɛ no. Ɔsɔfoɔ a ɔdi mmaratodeɛ no ho dwuma no na ɛsɛ sɛ ɔwe ɛnam no.

8 Sɛ afɔrebɔ no yɛ ɔhyeɛ afɔrebɔ a, wɔde aboa no ho nhoma no bɛma ɔsɔfoɔ a ɔbɛdi dwuma no.

9 Sɛ asɔfoɔ a wɔbɔ atokoɔ ho afɔdeɛ ma Awurade no wie saa afɔrebɔ no a, wɔde atokoɔ no nkaeɛ bɛma wɔn. Sɛ afɔrebɔdeɛ no, wɔto o, wɔkye o, wɔnoa o, amanneɛ korɔ no ara ase na ɛhyɛ.

10 Atokoɔ afɔrebɔ biara a aka no, sɛ wɔde ngo fra anaa wɔamfa ngo amfra a, ɛyɛ Aaron mmammarima nyinaa dea.

11 “ ‘Amanneɛ a ɛfa asomdwoeɛ afɔdeɛ sononko a wɔbɔ ma Awurade no nie:

12 “ ‘Sɛ ɛyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ a, wɔmfa burodo a mmɔreka nni mu a wɔde ngo afra nka ho. Saa ara na wɔmfa burodo ntrawa bi a wɔde ngo agu so ne asikyiresiam mfrafraeɛ a wɔde afra ngo nka saa afɔrebɔdeɛ no ho.

13 Wɔmfa burodo a wɔde mmɔreka afra nka saa aseda asomdwoeɛ afɔdeɛ yi ho.

14 Wɔde saa afɔrebɔdeɛ yi bi bɛgyina afɔrebukyia no anim na wɔahim no afɔrebukyia no anim akɔ fa aba fa de akyerɛ sɛ, wɔde ama Awurade. Afei, wɔbɛdane afɔrebɔdeɛ no ama ɔsɔfoɔ a ɔpete aboa a wɔde no bɛbɔ afɔdeɛ no mogya a ɔboa dwumadie no.

15 Sɛ wɔde aboa no bɔ Awurade afɔdeɛ de ma no sɛ asomdwoeɛ afɔrebɔ de kyerɛ sɛ ɛyɛ anisɔ ne asedadeɛ a, wɔbɛwe ne nam ɛda no ara. Ɛnsɛ sɛ ebi ka na adeɛ kye a wɔawe.

16 “ ‘Na sɛ obi de afɔrebɔdeɛ bi ba a ɛnyɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ na mmom, sɛ ɛyɛ bɔhyɛ anaa ɛfiri nʼakoma mu na ɔde rebrɛ Awurade deɛ a, deɛ ɛbɛka biara wɔ afɔrebɔ no akyi no, sɛ adeɛ kye so a, wɔtumi we.

17 Biribiara a ɛbɛka a ɛbɛdi nnansa no deɛ, wɔnhye no.

18 Sɛ obi we deɛ adi nnansa no bi a, Awurade rennye afɔrebɔdeɛ no; na ɛrenni mu sɛ afɔrebɔdeɛ, na onipa a ɔde baeɛ sɛ wɔmfa mmɔ saa afɔdeɛ no rennya ho mfasoɔ biara. Ɔsɔfoɔ a ɔbɛwe no nso bɛdi ho fɔ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ akyiwadeɛ ma Awurade; na onipa a ɔbɛwe saa ɛnam no, ɛsɛ sɛ ɔyi ne ho ano wɔ saa bɔne no ho.

19 “ ‘Ɛnam biara a ɛka biribi a wɔntee ho no, wɔnnwe; wɔnhye no. Ɛnam biara a aka deɛ, obiara a ne ho te wɔ ho kwan sɛ ɔwe.

20 Ɔsɔfoɔ biara a ne ho nte na ɔbɛdi asomdwoeɛ afɔdeɛ no bi no, wɔbɛtwa no asuo, ɛfiri sɛ, wagu ade kronkron ho fi.

21 Obiara a ɔde ne nsa bɛka biribi a ɛho nte no, sɛ ɛyɛ onipa anaa aboa na ɔguu ho fi na ɔbɛdii asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no bi no, wɔbɛtwa no asuo, ɛfiri sɛ, wagu ade kronkron ho fi.’ ”

22 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

23 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ wɔnnni sradeɛ, sɛ ɛfiri anantwie, nnwan anaa mmirekyie mu.

24 Sɛ yadeɛ bi bɔ aboa bi na ɔwu anaasɛ mmoa bɔne bi taataa aboa foforɔ bi so kum no a, wɔnnni ne sradeɛ na mmom, wɔmfa nyɛ ade foforɔ.

25 Obiara a ɔbɛdi sradeɛ a ɛfiri afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ no ogya so de ma Awurade no, wɔbɛtwa no asuo.

26 Monnni mogya—sɛ ɛyɛ nnomaa anaa ntɔteboa.

27 Obiara a ɔbɛyɛ saa no, wɔbɛtwa no asuo.”

28 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

29 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɔ Awurade asomdwoeɛ afɔdeɛ no, ɔno ara mfa nkura ne nsam mfa mmra.

30 Ɔmfa afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ sradeɛ ne ne yan a wɔbɛhim no afɔrebukyia no anim de ama Awurade no mmra.

31 Afei, ɔsɔfoɔ no bɛhye sradeɛ no wɔ afɔrebukyia no so na ne yan no deɛ, Aaron ne ne mmammarima bɛfa,

32 na ɔsɔfoɔ a ɔredi dwuma no afa ne srɛ nifa no.

33 Na Aaron mmammarima no mu deɛ ɔde mogya ne sradeɛ a ɛfiri afɔrebɔdeɛ no mu bɛba afɔrebukyia no so na ɔbɛfa srɛ nifa no.

34 Mahyɛ sɛ wɔmfa ne yan no ne ne srɛ no mma sɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Israelfoɔ nkyɛn a wɔde rebrɛ Aaron mmammarima. Ɛberɛ biara, wɔmfa saa afɔrebɔdeɛ no kyɛfa yi no mma Aaron ne ne mmammarima.”

35 Wɔn akatua ne no: Ɔhyeɛ afɔrebɔ no, wɔde bɛto nkyɛn na wɔde ama wɔn a wɔayi wɔn sɛ Awurade asɔfoɔ a ɛyɛ Aaron ne ne mmammarima.

36 Ɛfiri sɛ, ɛda a Awurade sraa wɔn ngo no, ɔhyɛɛ sɛ Israelfoɔ mfa saa kyɛfa no mma wɔn; ɛyɛ wɔn kyɛfa daa daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

37 Yeinom ne amanneɛ a ɛfa ɔhyeɛ afɔrebɔ, atokoɔ afɔrebɔ, bɔne afɔrebɔ, ɛfɔdie afɔrebɔ, ahoteɛ afɔrebɔ ne asomdwoeɛ afɔrebɔ ho.

38 Awurade de saa mmara yi maa Mose wɔ Sinai Bepɔ so sɛ ɔno nso mfa mma Israelfoɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛhunu ɛkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ wɔn afɔdeɛ ahodoɔ no de ma Onyankopɔn wɔ Sinai ɛserɛ so hɔ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/7-4bcd163cd8ad1f1a0125c2cc36bd33ba.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 8

Asɔfohyɛ

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Afei fa Aaron ne ne mmammarima bra Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano. Wɔmfa wɔn ntadeɛ, ɔsra ngo, nantwie ba a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔdeɛ, nnwennini mmienu ne burodo a mmɔreka nni mu nkɛntɛmma mmienu

3 na frɛ Israelfoɔ no nyinaa na wɔmmra hɔ bi.”

4 Enti nnipa no nyinaa hyiaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.

5 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adeɛ a merebɛyɛ yi, Awurade na wahyɛ me sɛ menyɛ.”

6 Afei, ɔfaa Aaron ne ne mmammarima de nsuo hohoroo wɔn ho,

7 de Aaron atadeɛ sononko a ne mmeamu ka ho de ne batakari a asɔfotadeɛ a wɔde tam a ɛyɛ fɛ ayɛ nʼabɔwomu hyɛɛ no.

8 Afei, Mose de adaaboɔ fam Aaron bo de Urim ne Tumim no hyɛɛ mu.

9 Ɔbɔɔ Aaron abotire a ɛwɔ sika abɔnimu kronkron sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no ara pɛ.

10 Afei, Mose faa ɔsra ngo no de bi petee Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne biribiara a ɛwɔ mu ho de tee ne nyinaa ho.

11 Ɔduruu afɔrebukyia no so no, ɔpetee so mprɛnson. Afei, ɔpetee nkukuo a ɛwɔ afɔrebukyia no so no ne atam ne ne ntaamu ho de tee ho.

12 Afei, ɔhwiee ɔsra ngo no guu Aaron tirim de tee ne ho sɛ ɔnhyɛ nʼadwuma ase.

13 Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, Mose de mmatakari no hyehyɛɛ Aaron mmammarima a abɔwomu ne ɛkyɛ ka ho sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

14 Afei, ɔfaa nantwinini ba sɛ ɔde no rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu aboa no apampam,

15 ma Mose kumm no. Ɔde ne nsateaa baako bɔɔ ne mogya mu de yɛɛ afɔrebukyia mmɛn nan no ho ne afɔrebukyia no ankasa ho de tee ho, ɛnna ɔhwiee mogya no nkaeɛ no guu afɔrebukyia no ase de tee ho sɛ mpatadeɛ.

16 Ɔfaa nʼayamdeɛ ho sradeɛ ne ne berɛboɔ ho sradeɛ ne ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ hyee ne nyinaa wɔ afɔrebukyia no so.

17 Wɔhyee nantwinini ba no ne ne nhoma ne nʼagyanan wɔ sraban no akyi sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

18 Afei, ɔde odwennini maa Awurade sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu aboa no apampam

19 na Mose kumm no de ne mogya no bi petee afɔrebukyia no ho nyinaa.

20 Afei, ɔbobɔɔ odwennini no nam na ɔhyee asinasini no a ne ti ne ne sradeɛ ka ho.

21 Na ɔde nsuo hohoroo nʼayamdeɛ ne ne nan no ho hyee no wɔ afɔrebukyia no so maa ne nyinaa hyee pasaa wɔ Awurade anim. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔɔ Awurade ani yie, ɛfiri sɛ, Mose dii Awurade akwankyerɛ no nyinaa so pɛpɛɛpɛ.

22 Afei, Mose de odwennini baako a ɔyɛ ahoteɛ dwennini baeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu nʼapampam.

23 Mose kumm no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie.

24 Ɔde mogya no bi yɛɛ Aaron mmammarima no nso aso nifa ase ne wɔn nsa nifa kokurobetie ne wɔn nan nifa kokurobetie. Ɔde mogya no nkaeɛ petee afɔrebukyia no ho nyinaa.

25 Afei, ɔfaa sradeɛ no, ne dua, ne ne mu sradeɛ, ne berɛboɔ kotokuo, ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ ne nʼabati nifa

26 ɛnna ɔde saa burodo ntrawa a mmɔreka nni mu no baako nso ne burodo ntrawa no baako a wɔde ngo agu so ne burodo ntrawa baako a wɔfaa ne nyinaa firii kɛntɛn a wɔde bɛsii hɔ wɔ Awurade anim no mu guguu yeinom nyinaa so.

27 Wɔde yeinom nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mmammarima nsa sɛ wɔnhim no afɔrebukyia no anim sɛ ɔhim afɔrebɔ mma Awurade.

28 Mose gyee ne nyinaa firii wɔn nsam hyee no wɔ afɔrebukyia no so de maa Awurade; na afɔrebɔ no sɔɔ Awurade ani.

29 Afei Mose faa ne yan no hinhim no Awurade anim; yei ne Mose kyɛfa wɔ ahoteɛ odwennini no mu sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.

30 Afei ɔfaa ɔsra ngo no ne mogya a ɔde apete afɔrebukyia no so no bi de petee Aaron ne ne mmammarima ntadeɛ mu de tee Aaron ne ne mmammarima ne wɔn ntadeɛ ho maa Awurade dwumadie.

31 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ, “Monnoa ɛnam no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano na momfa nni burodo a ɛwɔ kɛntɛn a asɔfohyɛ afɔrebɔdeɛ wɔ mu no sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo no.

32 Ɛnam ne burodo biara a ɛbɛka no, monhye.

33 Bio, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntena Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nnanson, mfa nwie asɔfohyɛ dwumadie no.

34 Mose kaa bio sɛ, deɛ ɔyɛɛ no ɛda no nyinaa no, Awurade na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ mfa nyɛ mpata mma wɔn.

35 Ɔsane hyɛɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ wɔntena Ahyiaeɛ Ntomadan no ano anadwo ne awia nnanson. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mofiri hɔ a, mobɛwuwu. Yei ne asɛm a Awurade aka.’ ”

36 Enti, Aaron ne ne mmammarima dii nsɛm a Awurade nam Mose so hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/8-c3fb556b85e341fce3ad667ff3cce2a5.mp3?version_id=2094—

Categories
3 Mose

3 Mose 9

Asɔfodwuma No Ahyɛaseɛ

1 Ahodwira no akyi ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, Mose frɛɛ Aaron ne ne mmammarima ne Israel mpanimfoɔ nyinaa.

2 Ɔka kyerɛɛ Aaron sɛ, ɔnkɔkyere nantwinini ba mfiri anantwie no mu na ɔmfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ, na ɔnkyere odwennini a ne ho nni dɛm mfa no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ saa afɔdeɛ yi nyinaa wɔ Awurade anim.

3 Afei Mose kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Israelfoɔ na wɔnyi ɔpapo mfa no mmɔ bɔne afɔdeɛ mma wɔn ho, na wɔmfa nantwie a wadi afe ne odwammaa a wadi afe a wɔn ho nni dɛm biara mmɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ no.

4 Bio, ka kyerɛ wɔn sɛ wɔmfa nantwinini ne odwennini mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔmfa asikyiresiam a wɔde ngo afra mmɔ aduane afɔdeɛ. Ka kyerɛ ma wɔmfa saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa mma Awurade, ɛfiri sɛ ɛnnɛ, Awurade bɛyi ne ho adi akyerɛ mo.”

5 Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no. Nnipa no nyinaa bɛgyinagyinaa Awurade anim.

6 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ modi Awurade mmara so a, mobɛnya nʼanimuonyam.”

7 Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔnkɔ afɔrebukyia no so na ɔnkɔbɔ bɔne ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no mfa nyɛ mpatadeɛ mma ne ho ansa na ato nnipa no sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

8 Enti Aaron foro kɔɔ afɔrebukyia no so. Ɔkumm nantwie ba no de bɔɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔdeɛ.

9 Ne mmammarima no de mogya no brɛɛ no ɛnna ɔde ne nsateaa baako bɔɔ mu fɔree mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no ɛnna ɔhwiee nkaeɛ no guu afɔrebukyia no ase.

10 Afei, ɔhyee sradeɛ, sawa, berɛboɔ, berɛboɔ nkotokuo a ɛfiri bɔne afɔrebɔdeɛ no mu sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.

11 Na ɛnam no deɛ, ɔhyee no ne ne nhoma wɔ sraban no akyi.

12 Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, ɔkumm ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no maa ne mmammarima sɔɔ mogya no maa ɔde petee afɔrebukyia no ho nyinaa,

13 Wɔde aboa no brɛɛ no asinasini a ne ti ka ho. Ɔhyee aboa no akwaa biara wɔ afɔrebukyia no so.

14 Afei, ɔhoroo aboa no ayamdeɛ ne ne nan ho hyee no afɔrebukyia no so sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

15 Afei, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa ɔmanfoɔ. Ɔkumm abirekyie nanso ɔfaa ɛkwan korɔ a ɔfaa so bɔɔ bɔne afɔdeɛ maa ne ho no so bɔɔ afɔdeɛ maa ne ho.

16 Saa ɛkwan no so na ɔfa bɔɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ de maa Awurade sɛdeɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ no.

17 Afei, ɔbɔɔ atokoɔ afɔdeɛ no, ɔfaa ne nsabuo ma ɛnna ɔhyee no afɔrebukyia no so de kaa anɔpa ɔhyeɛ afɔrebɔ no ho.

18 Ɔkumm nantwie ne odwennini no a ɛyɛ nnipa no asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no. Aaron mmammarima no de mogya no brɛɛ no maa ɔde petee afɔrebukyia no ho nyinaa.

19 Ɔyii nantwie no ne odwennini no sradeɛ. Ɔyii wɔn padua mu sradeɛ ne wɔn ayamdeɛ sradeɛ, ne wɔn sawa ne wɔn berɛboɔ kotokuo.

20 Wɔde sradeɛ no guu mmoa no ayan so na Aaron hyee no afɔrebukyia no so.

21 Na ɔhim ayan no ne mmoa no mmati nifa no wɔ Awurade anim de kyerɛɛ sɛ afɔdeɛ no yɛ ne dea sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no.

22 Afei, Aaron trɛɛ ne nsam wɔ nnipa no so hyiraa wɔn, ɛnna ɔsiane firii afɔrebukyia no ho sii fam.

23 Mose ne Aaron kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ na wɔsane baa bio no, wɔhyiraa nnipa no na Awurade animuonyam baa nnipa no nyinaa so.

24 Na ogya firi Awurade nkyɛn bɛhyee ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no ne sradeɛ a ɛwɔ afɔrebukyia no so no. Na nnipa no hunuu yei no, wɔn nyinaa teateaam butubutuu fam wɔ Awurade anim.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/LEV/9-4657bf435d3f9a2102009fdc044aeb5a.mp3?version_id=2094—