Categories
2 Timoteo

2 Timoteo 1

Nkyea

1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no teɛ no,

2 de kɔma ne dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu, asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu hɔ nka wo!

Aseda

3 Meda Onyankopɔn a mefiri ahonim pa mu mesom no sɛ m’agyanom no ase sɛ mekae mo daa wɔ me mpaebɔ mu awia ne anadwo,

4 na mekae wo nisuo a, ɛma m’ani gyina sɛ mɛhu woɔ, na anigyeɛ ayɛ me ma,

5 na ɛma mekae wo gyidie a nkontompo nni mu a kane na ɛwɔ wo nana Lois ne wo na Eunike mu, na megye medi sɛ ɛwɔ wo nso wo mu no.

Afotuo ahodoɔ

6 Ɛno nti merekae wo sɛ: Nyane Nyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɛnam me nsa a mede meguu wo soɔ no a ɛwɔ wo mu no so ka sɔ ano bio;

7 ɛfiri sɛ Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemuteɛ deɛ.

8 Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedie ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hunu asɛmpa no ho amane bi, sɛdeɛ Nyankopɔn ahoɔden teɛ no.

9 Ɔno na wagye yɛn, na ɔde ɔfrɛ kronkron afrɛ yɛn, ɛnyɛ yɛn nnwuma nti, na mmom ne tirim agyina ne adom a wɔde adom yɛn Kristo Yesu mu firi teteete

10 na afei wɔnam yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahoyie so ayi no adie no ho. Ɔno na wayi owuo hɔ, na ɔnam asɛmpa no so ayi nkwa ne adeɛ a ɛmporɔ adi fann.

11 Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ.

12 Ɛno ara nti na mehunu amaneɛ yi nso, nanso m’ani nwu ho; ɛfiri sɛ menim onii ko a magye no madie, na megye medi pa ara sɛ ɔbɛtumi ahwɛ deɛ wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.

13 Sɔ nsɛm pa a ɛyɛ a wotee no me nkyɛn no nhwɛsoɔ no mu yie, gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu.

14 Adepa a wɔde ahyɛ wo nsa no, fa Honhom Kronkron a ɔte yɛn mu no so hwɛ so.

Figelo, Hermogene, Onesiforo

15 Wonim yei, sɛ wɔn a wɔwɔ Asia nyinaa adane afiri me nkyɛn, wɔn mu bi ne Figelo, ne Hermogene.

16 Awurade nhunu Onesiforo fie mmɔbɔ, ɛfiri sɛ ɔmaa me ho dwoo me, na n’ani anwu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ho.

17 Na ɔbaa Roma no, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me, na ɔhunuu me.

18 Awurade mma no nnya Awurade hɔ mmɔborɔhunu ɛda no! Na som a ɔsomm wɔ Efeso no, wo ara wonim yie.

Categories
2 Timoteo

2 Timoteo 2

Yesu Kristo sraani nokwafoɔ

1 Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu!

2 Na deɛ wote firii m’anomu, adansefoɔ bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafoɔ a wɔbɛtumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa.

3 Na wo nso, mia w’ani hunu amane sɛ Kristo Yesu sraani pa.

4 Obi nkɔ ɔsa mfa daadaa asetena mu nsɛm mmarebare ne ho, na wasɔ ɔsahene ani.

5 Na sɛ obi si akan nso a, wɔmmɔ no nkonim abotire, gye sɛ wasi no sɛdeɛ ɛho mmara teɛ.

6 Okuafoɔ a ɔyɛ adwuma na ɛsɛ sɛ ɔnya mu aba no bi kane.

7 Hunu deɛ meseɛ yi, na Awurade bɛma wo ade nyinaa mu nteaseɛ.

8 Kae Yesu Kristo a ɔsɔre firii awufoɔ mu a ɔfiri Dawid aseɛ, sɛdeɛ m’asɛmpa no teɛ no.

9 Ɛno mu na mehunu amane bɛduru ɔkyerɛ mu sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ, nanso Nyankopɔn asɛm deɛ, wɔnkyeree no.

10 Yei nti meto me bo ase amaneɛ nyinaa mu, wɔn a wɔayi wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa animuonyam.

Asɛnnua ne abotire

11 Nokwasɛm nie:

Sɛ yɛne no awu a, yɛne no bɛtena ase nso.

12 Sɛ yɛgyina pintinn a, yɛne no bɛdi hene.

Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.

13 Sɛ yɛnyɛ anokwafoɔ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ara,

ɛfiri sɛ ɔntumi mpa ne ho akyi.

Odwumayɛni a ɔsɔ Onyankopɔn ani

14 Yeinom na kae wɔn, na di wɔn adanseɛ Nyankopɔn anim, na wɔannye nsɛm ho akyinnyeɛ hunu a mfasoɔ biara nni so, a ɛsɛe atiefoɔ adwene.

15 Bɔ mmɔden gyina Nyankopɔn anim sɛdeɛ ɔfata, sɛ odwumayɛni a ɛnni sɛ ɔfɛreɛ, na ɔpɛɛpɛɛ nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.

16 Na nsɛnhuhuo a ɛho nteɛ no deɛ, yi wo ho firi ho, na wɔbɛkɔ wɔn anim ara mmusubɔ mu,

17 na wɔn asɛm bɛyerɛ sɛ yare bɔne; na wɔn mu bi ne Himeneo ne Fileto

18 a wɔapae afiri nokorɛ no ho reka sɛ owusɔreɛ atwam, na wɔdane binom gyidie butuo.

19 Nanso Nyankopɔn nnyinasoɔ tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ; ɛne: Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.

20 Na efie kɛseɛ mu nni sika ne dwetɛ nnoɔma nko, na nnua ne dɔteɛ deɛ nso wɔ mu bi, na wɔbu bi, na ebi nso yɛ deɛ wɔmmuo.

21 Na sɛ obi te ne ho firi yeinom ho a, ɔbɛyɛ adeɛ a wɔbuo, na wɔate ho a, owura no de yɛ biribi a, ɛyɛ yie, na wɔasiesie de reyɛ adwuma pa biara.

22 Dwane firi mmabunuberɛ mu akɔnnɔ ho, na di tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ a ɛka wo ne wɔn a wɔfiri akoma a emu teɛ mu frɛ Awurade bɔ mu no akyi.

23 Na nkwasea akyinnyegyeɛ a wɔmfa nsua hwee no deɛ, gu, ɛfiri sɛ wonim sɛ, ɛde ntɔkwa ba.

24 Na ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔyɛ ntɔkwapɛfoɔ, na mmom ɛsɛ sɛ ɔdwo ma nnipa nyinaa, ɔhunu nkyerɛkyerɛ, ɔto ne bo ase bɔne ho,

25 na ɔde ɔdwoɔ kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asie wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakyera akɔ nokorɛ no hunu mu,

26 na wɔn ani so atete afiri ɔbonsam a wakyere wɔn sɛ wɔnyɛ deɛ ɔpɛ no afidie mu.

Categories
2 Timoteo

2 Timoteo 3

Amanehunu berɛ

1 Na hunu yei sɛ, nna a ɛdi akyire mu no, mmerɛ a emu yɛ den bɛba.

2 Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfoɔ, sikapɛfoɔ, ahohoahoafoɔ, ahantanfoɔ, abususɛnkafoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ, bonniayɛfoɔ, wɔn a biribiara ho nte mma wɔn,

3 wɔn a wɔnni tema, apamsɛefoɔ, nsekubɔfoɔ, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ soɔ, wɔn a wɔyɛ werɛmfoɔ, wɔn a wɔmpɛ papa,

4 afatwafoɔ, akakabenfoɔ, wɔn a wɔhoran, wɔn a wɔdɔ anigyedeɛ sene Onyankopɔn,

5 wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dane wo ho firi wɔn ho!

6 Na yeinom mu bi ne wɔn a wɔnam aseɛ hyɛnehyɛne afie mu, na wɔfa mmaa adwenemharefoɔ a bɔne adɔre ahyɛ wɔn soɔ, a akɔnnɔ ahodoɔ keka wɔn no nnommum,

7 wɔn a wɔsua daa, nanso wɔntumi nhunu nokorɛ no da.

Kyiri a wɔkyiri nokorɛ

8 Na sɛdeɛ Yane ne Yambrɛ ne Mose dii asie no, saa ara na yeinom nso ne nokorɛ no di asie. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛeɛ; wɔmfra wɔ gyidie fam.

9 Nso wɔrenkɔ wɔn anim pii biara, na wɔn gyimi bɛda adi nnipa nyinaa anim, sɛdeɛ wɔn deɛ no nso yɛeɛ no.

Paulo amanehunu

10 Na wo deɛ, woadi me nkyerɛkyerɛ, me bra, me tirimbɔ, me gyidie, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ,

11 me taa a wɔanya me ntaaeɛ, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonium ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi na megyinaa mu, na Awurade gyee me firii ne nyinaa mu.

12 Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.

13 Na nnipa bɔne asisifoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔdaadaa wɔn.

Ɔkae Timoteo ne mmɔfraase adesua

14 Na wo deɛ, tena deɛ woasua no na woahunu afiri nokorɛ no mu. Wonim onii ko a wosua firii ne nkyɛn no,

15 na wofiri wo mmɔfraase nim atwerɛ kronkron no a ɛbɛtumi ama woahunu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidie soɔ akɔ nkwagyeɛ mu.

16 Atwerɛ nyinaa firi Nyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu nteteeɛ.

17 Na Nyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.

Categories
2 Timoteo

2 Timoteo 4

Adesrɛ bi

1 Afei mehyɛ wo Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn n’ahoyie ne n’ahennie mu no anim.

2 Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛberɛ a ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ mu, yi atɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.

3 Na ɛberɛ bi bɛba a wɔrentie nkyerɛkyerɛ pa a ɛyɛ no. Na ɛnam sɛ wɔn aso mu yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfoɔ aboa so, sɛdeɛ wɔn ara wɔn akɔnnɔ teɛ.

4 Na wɔbɛyi wɔn aso afiri nokorɛ ho, na wɔadane akɔtie anansesɛm.

5 Na wo deɛ, ma w’ani nna hɔ wɔ adeɛ nyinaa mu, mia w’ani hunu amane, yɛ ɔsɛmpakafoɔ adwuma, wie wo som no koraa.

Paulo awie ɔno ara n’adwuma

6 Na me deɛ, wɔanya rehwie me agu sɛ ahwiesa, na me berɛ a mede bɛsɔre ha ahi.

7 Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidie no, makora.

8 Deɛ aka a ɛda me hɔ ne tenenee abotire a Awurade, ɔtemmufoɔ tenenee no de bɛma me Ɛda no, na ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wɔdɔ n’ahoyie no nyinaa nso bi.

N’ani gyina Timoteo

9 Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm!

10 Ɛfiri sɛ Dema apɛ seesei wiase agya me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.

11 Luka nko na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho bra, na ɔyɛ ma me ɔsom mu.

12 Tihiko deɛ, masoma no Efeso.

13 Sɛ woreba a, fa me batakari a megyaa no Karpo nkyɛn wɔ Troa ne nwoma no brɛ me, ne titire no kokwanwoma no.

Ɔtomfoɔ Aleksandro

14 Aleksandro, kɔbere dwumfoɔ no, yɛɛ me bɔne pii. Awurade bɛtua no ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ.

15 Ɔno na wo nso hwɛ wo ho yie wɔ ne ho; ɛfiri sɛ ɔsii yɛn nsɛm ano kwan bebree.

Gyeɛ a wɔgye Paulo

16 Me nyiano a ɛdi kan no mu, obiara ammɛgyina m’akyi, na wɔn nyinaa gyaa me hɔ; wɔmmmu nngu wɔn so.

17 Na Awurade gyinaa m’akyi, na ɔhyɛɛ me den, na wɔafa me so awie asɛnka no, na amanaman mufoɔ nyinaa ate; na wɔyii me firii gyata anomu.

18 Na Awurade bɛyi me afiri bɔne nyinaa mu, na wagye me akɔ ne soro ahennie no mu; ɔno na animuonyam wɔ no mmerɛ santen mfesanten. Amen.

Nkradie ne nkyea

19 Mekyea Priska ne Akwila ne Onesiforo fiefoɔ!

20 Erasto kaa Korinto, na megyaa Trofimo wɔ Mileto a na ɔyare.

21 Bɔ mmɔden bra ansa na awɔ berɛ aba. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom nyinaa kyeakyea wo.

22 Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka wo.