Categories
2 Tesalonikafoɔ

2 Tesalonikafoɔ 1

Nkyea

1 Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafoɔ asafo wɔ yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu:

2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda

3 Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛdeɛ ɛfata, mo nti, ɛfiri sɛ mo gyidie nyini boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmaako mmaako no mu adɔ.

4 Mo boasetɔ ne gyidie a mokura mu, mo taa nyinaa ne amaneɛ a momiaa mo ani hunuiɛ no mu nti, ɛma yɛn ara yɛhoahoa yɛn ho ma mo wɔ Nyankopɔn asafo no mu.

5 Ɛno na ɛyɛ Nyankopɔn atɛntenenee agyiraeɛ, sɛ wɔbɛbu mo sɛ Nyankopɔn ahennie a mohunu ho amaneɛ no fata mo.

Kristo bɛba sɛ ɔtemmufoɔ

6 Ɛfiri sɛ ɛtene Nyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wɔhiahia mo ho no ka,

7 na wama mo a wɔhiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wɔbɛyi Awurade Yesu ne ne tumi abɔfoɔ adie afiri soro, ogyaframa mu,

8 na watɔ wɔn a wɔnnim Onyankopɔn, na wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no so were.

9 Wɔn na wɔbɛnya akatua a ɛyɛ daa ɔsɛeɛ, ne yi a wɔyi wɔn firi Awurade anim ne ne tumi animuonyam ho,

10 ɛberɛ a ɛbɛba sɛ wɔnhyɛ no animuonyam n’ahotefoɔ mu. Na wɔnhwɛ n’anwanwadeɛ wɔ wɔn a wɔagye adie nyinaa mu, ɛfiri sɛ wɔagye yɛn adanseɛ a yɛdii mo no adi, ɛda no ara mu.

11 Enti nso, yɛbɔ mpaeɛ ma mo daa, sɛ yɛn Nyankopɔn mmu mo sɛ mosɛ ɔfrɛ no, na ɔmfa tumi so mma n’ayamyɛ anisɔdeɛ ne gyidie adwuma nyɛ ma,

12 na wɔahyɛ yɛn Awurade Yesu din animuonyam wɔ mo mu, ne mo nso wɔ ne mu, sɛdeɛ yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom no teɛ.

Categories
2 Tesalonikafoɔ

2 Tesalonikafoɔ 2

Nnoɔma a ɛdi Kristo ba anim

1 Nso yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo ba ne yɛn ano a wɔbɛboa aba ne nkyɛn no ho deɛ,

2 mommma wɔnnnane mo adwene ntɛm, na wɔnntu mo bo honhom anaa asɛm anaa nwoma a wɔse ɛfiri yɛn nkyɛn no ho, sɛ ebia Awurade da no anya adu.

3 Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, ɛfiri sɛ ɛremma, gye sɛ ɔwaeɛ a wɔbɛwaeɛ no aba ansa, na wɔayi onipa a ɔnni mmara so no adi, ɔsɛeɛ ba no.

4 Deɛ ɔsɔre na ɔma ne ho so tia deɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Nyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔno ne Onyankopɔn.

Ɔsɛeɛ a wɔbɛsɛe mmaratofoɔ

5 Monkae sɛ mewɔ mo nkyɛn no, mekaa mo yeinom anaa?

6 Na afei, deɛ ɛsi kwan no, monim sɛ wɔbɛyi no adi ne berɛ mu.

7 Na mmarato ahuntasɛm no anya reyɛ adwuma, nanso gye sɛ wɔayi deɛ ɔda so si kwan no afiri ntam ansa.

8 Na ɛno ansa na wɔbɛyi deɛ ɔnni mmara biara no adie, deɛ Awurade de n’anomu home bɛkum no na ɔde ne ba no pue bɛyi no hɔ koraa no.

Bɔne a ɛyɛ hu

9 Ɔno nso na ne ba no, ɔba no Satan adwumayɛ soɔ, atorɔ tumi ne nsɛnkyerɛnneɛ ne ahodwirideɛ nyinaa mu,

10 ne deɛ ɛntene nnaadaa nyinaa mu, wɔn a wɔyera no mu, ɛsiane sɛ wɔannye nokorɛ dɔ na wɔde agye wɔn nkwa no.

11 Yei nti, Onyankopɔn soma nnaadaa a emu yɛ den aba wɔn mu ama wɔagye atorɔ adi,

12 na wɔabu wɔn a wɔannye nokorɛ annie na mmom wɔn ani asɔ deɛ ɛntene no nyinaa atɛn.

Aseda

13 Na yɛn deɛ, mo nti ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa, anuanom a Awurade dɔ mo, ɛfiri sɛ Onyankopɔn firi mfitiaseɛ ayi mo kɔ nkwagyeɛ mu, honhom ahoteɛ ne nokorɛ gyidie mu.

14 Emu na ɔnam yɛn asɛmpa no so afrɛ mo aba, na moanya yɛn Awurade Yesu Kristo animuonyam.

Afotuo ne mpaebɔ

15 Enti afei, anuanom, monnyina pintinn, na monkura atetesɛm a yɛnam asɛm anaa yɛn nwoma so kyerɛkyerɛɛ mo no mu.

16 Na ɔno yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn Agya Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn na wama yɛn daa awerɛkyekyerɛ ne anidasoɔ pa adom mu no,

17 ɔnkyekyere mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.

Categories
2 Tesalonikafoɔ

2 Tesalonikafoɔ 3

Nkotosrɛ mpaebɔ

1 Deɛ ɛdi akyire no, anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn, na Awurade asɛm nnya kwan nkɔ so, na wɔnhyɛ no animuonyam, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mo hɔ nso.

2 Na wɔnyi yɛn mfiri nnipa amumuyɛfoɔ ne abɔnefoɔ nsa mu, ɛfiri sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidie.

3 Ɔnokwafoɔ ne Awurade a ɔbɛhyɛ mo den na wahwɛ mo so ɔbɔnefoɔ no ho no.

4 Na yɛn ani da mo so Awurade mu, sɛ moyɛ na mobɛyɛ deɛ yɛhyɛ mo.

5 Na Awurade mma monhunu Nyankopɔn dɔ ne Kristo boasetɔ no mu.

Adwuma pa

6 Na anuanom, yɛhyɛ mo Awurade Yesu Kristo din mu, sɛ montwe mo ho mfiri onua biara a ɔnam basabasa na ɔnni atetesɛm a ɔnyaa no yɛn nkyɛn no soɔ no ho.

7 Na mo ara monim sɛ ɛsɛ sɛ mosua yɛn, ɛfiri sɛ yɛanyɛ yɛn ho basabasa wɔ mo mu,

8 nanso yɛanni obiara aduane kwa, na mmom yɛyɛɛ adwuma, mmɔdemmɔ ne ɔbrɛ mu, anadwo ne awia, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara;

9 ɛnyɛ sɛ yɛnni ho kwan na mmom yɛyɛɛ sɛ yɛde yɛn ho reyɛ nhwɛsoɔ ama mo na moasua yɛn.

10 Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛhyɛɛ mo sɛ, sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma ɔno nso nnidi.

11 Na yɛte sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnenam basabasa wɔ mo mu, na wɔnyɛ adwuma, na mmom wɔyɛ terɛterɛ.

12 Na wɔn a wɔte saa no, yɛhyɛ wɔn, tu wɔn fo, yɛn Awurade Yesu Kristo mu, sɛ wɔnyɛ adwuma komm mfa mpɛ wɔn anoduane.

13 Na mo deɛ, anuanom, mommmrɛ papayɛ mu.

14 Na sɛ obi antie yɛn asɛm a ɛwɔ nwoma yi mu a, monhyɛ no nso, mo ne no mmmɔ fekuo, na n’ani nwu;

15 nanso mommmu no sɛ ɔtamfoɔ, na mmom monkasa nkyerɛ no sɛ onua.

16 Na ɔno asomdwoeɛ Awurade no ara mma mo asomdwoeɛ daa, adeɛ nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.

Nkradie ne nhyira

17 Me Paulo nkyea a mede me ara me nsa metwerɛeɛ. Yei di adanseɛ wɔ me nwoma nyinaa mu sɛ ɔkwan a mefa so twerɛ nie.

18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.