Categories
2 Samuel

2 Samuel 21

Gibeonfoɔ tɔ Saulo so were

1 Na ɛkɔm bi baa Dawid berɛ so mfeɛ mmiɛnsa, afe toa afe so. Na Dawid kɔbɔɔ AWURADE anim mpaeɛ. Na AWURADE buaa sɛ: Mogya ho afobuo aba Saulo ne ne fiefoɔ so sɛ ɔkumm Gibeonfoɔ no.

2 Ɛno nti ɔhene frɛɛ Gibeonfoɔ no. Nso na Gibeonfoɔ no mfiri Israelfoɔ mu, na mmom wɔyɛ Amorifoɔ nkaeɛ no bi, — na Israelfoɔ aka ntam akyerɛ wɔn sɛ wɔrenkum wɔn, nanso Saulo hwehwɛɛ sɛ ɔku wɔn wɔ mmɔden a wɔbɔ maa Israel ne Yudafoɔ no mu.

3 Ɛnna Dawid bisaa Gibeonfoɔ no sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ mma mo? Na ɛdeɛn na memfa mpata mo na moahyira AWURADE agyapadeɛ?

4 Na Gibeonfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ dwetɛ anaa sika asɛm na yɛne Saulo ne ne fiefoɔ wɔ ka, ɛnna ɛnyɛ Israel mu obi na yɛrepɛ no aku no. Na ɔse: Ɛdeɛn na mose menyɛ mma mo?

5 Na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔbarima a ɔdwerɛɛ yɛn a ɔtuu yɛn tiri so agyina sɛ wɔnsɛe yɛn na yɛannya Israel asase biara so antena no,

6 ma wɔmfa ne mma mu mmarima nson mma yɛn, na yɛnsensɛne wɔn mma AWURADE wɔ Saulo a AWURADE faa no no kuro Gibeon mu. Na ɔhene kaa sɛ: Mɛma.

7 Na AWURADE ntam a ɛda wɔn ntamu, na ɛda Dawid ne Saulo ba Yonatan ntamu no nti, ɔhene hunuu Saulo ba Yonatan ba Mefiboset mmɔbɔ.

8 Na ɔhene faa Aia babaa Rispa mmammarima mmienu a ɔwo maa Saulo, Armoni ne Mefiboset ne Saulo babaa Mikal mmammarima nnum a ɔwo maa Meholatni Barsilai ba Adriel no,

9 na ɔde wɔn hyɛɛ Gibeonfoɔ no nsa, na wɔsensɛnee wɔn bepɔ no so AWURADE anim, na wɔn nnipa nson no totɔɔ prɛko. Na wɔkumm wɔn twaberɛ nna a ɛdi kan mu, atokoɔtwa mfitiaseɛ mu.

10 Na Aia babaa Rispa faa ayitoma de sɛɛ ɔbotan no so deɛ amu no wɔ no fae firii twaberɛ mfitiaseɛ no kɔsii sɛ osuo firi soro guguu wɔn soɔ, na wamma ewiem nnomaa ammɛsisi wɔn so awia, na wiram mmoadoma nso amma wɔn so anadwo.

11 Na wɔbɛkaa deɛ Aia ba Rispa, Saulo mpena no yɛeɛ no kyerɛɛ Dawid.

12 Na Dawid kɔ kɔgyee Saulo nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii Yabes-gileadfoɔ nsam, na wɔn na wɔkɔwiaa no Bet-san abɔntene soɔ, deɛ Filistifoɔ de wɔn sensɛnee da a Filistifoɔ kumm Saulo wɔ Gilboa no,

13 na ɔde Saulo nnompe ne ne ba Yonatan nnompe firii hɔ bae, na wɔboaboaa ano kaa wɔn a wɔsensɛnee wɔn no nnompe ho.

14 Na wɔsiee Saulo ne ne ba Yonatan nnompe Benyamin asase so wɔ Sela, n’agya Kis da mu; na wɔyɛɛ deɛ ɔhene hyɛɛ wɔn no nyinaa; na ɛno akyiri no Onyankopɔn dom asase no.

Filistifoɔ so nkonimdie

15 Na Filistifoɔ ne Israel dii ako bio. Na Dawid ne ne nkurɔfoɔ siane kɔnee Filistifoɔ no koe; na Dawid brɛe.

16 Na Yisbi-benob a ɔyɛ abrane mma mu bi a ne pea duro kari kɔbere mfrafraeɛ nnwetɛbena ahasa na ɔde nkrantɛ foforɔ abɔ n’asene no kaa sɛ ɔrebɛkum Dawid.

17 Na Seruia ba Abisai boaa no, na Dawid bɔɔ Filistini no kumm no. Ɛno na Dawid mmarima no kaa ntam sɛ: Wo ne yɛn remfiri nnkɔ ɔsa bio, na wɔannum Israel kanea.

18 Yei akyiri no, wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio wɔ Gob. Ɛno mu na Husani Sibekai kumm Saf a ɔyɛ abrane mma mu bie no.

19 Na wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio wɔ Gob. Na Betlehemni Yaare-oregim ba Elhanan kumm Gitini Goliat a ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.

20 Na ɔko baa bio wɔ Gat. Na ɔbarima tentene bi wɔ hɔ a ɔwɔ nsateaa ne nansoaa nsia nsia ma ano si aduonu nnan, na ɔno nso yɛ abrane no bi ba.

21 Na ɔretwitwa Israel mpoa no, Dawid nua Simei ba Yonatan kumm no.

22 Nnipa baanan yi yɛ Gat abrane no bi mma a wɔtotɔɔ Dawid ne ne nkoa nsam.

Categories
2 Samuel

2 Samuel 22

Dawid aseda ne nkonimdie dwom

1 Na da a AWURADE yii Dawid firii n’atamfo nyinaa ne Saulo nsam no, ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ AWURADE,

2 na ɔse:

AWURADE, ne me botan, m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ,

3 me botantim Nyankopɔn a medwane mekɔtoa no.

Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn,

m’abantenten ne me dwanekɔbea,

m’agyenkwa a wogyee me firii akakabensɛm mu.

4 AWURADE a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ no na mesu mefrɛ no,

na ɔgye me m’atamfoɔ nsam.

5 Na owuo asorɔkyeɛ twaa me ho hyiae,

na sɛeɛ asuasu woro yii me hu.

6 Asamando nhoma kyekyeree me,

owuo fidie bɛhyiaa me rebɛyi me.

7 M’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE,

me Nyankopɔn na meteaa mu mefrɛɛ no.

Na ɔtee me nne n’asɔrefie,

na me nteamu duruu n’aso mu.

8 Ɛnna asase hinhimiiɛ, na ɛwosoe,

ɔsoro nnyinasoɔ nso popoe, na ɛhinhimii,

ɛfiri sɛ na ne bo afu.

9 Wisie tu firii ne hwenem,

na ogya firii n’anomu hyee adeɛ,

na nnyansramma a wɔasɔ ne mu.

10 Ɔkuntunuu ɔsoro na ɔdurui fam,

na esum kabii wɔ ne nan ase.

11 Na ɔtenaa Kerub so tui,

na wɔhunuu no mframa ntaban so.

12 Na ɔde esum yɛɛ ne ho asese,

nsuo mmoaano, danee mununkum kusuu.

13 Ne ho haran mu

na nnyansramma dɛreeɛ.

14 AWURADE bɔɔ mu firii soro,

na ɔsorosoroni no maa wɔtee ne nne.

15 Na ɔtotoo agyan de bɔɔ wɔn petee,

aprannaa na ɔde tuu wɔn ase.

16 Na ɛpo mu aka yiyii adi,

wiase nnyinasoɔ ho daa hɔ.

Ɛnam AWURADE animuka nti,

ɛfiri ne hwene mu home tehyeetehyee mu.

17 Ɔtenee ne nsa firii soro bɛfaa me,

ɔtwee me firii nsuo pii mu.

18 Ɔgyee me firii me tamfo aniɛdenfoɔ

ne wɔn a wɔkyiri me no nsam,

ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me.

19 Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da mu,

na AWURADE bɛyɛɛ me okyigyinafoɔ,

20 na ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ,

ɔgyee me, ɛfiri sɛ na ɔpɛ m’asɛm.

21 AWURADE tuaa me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ,

sɛdeɛ me bemdie teɛ na ɔtuaa me ka.

22 Na mehwɛɛ AWURADE akwan,

na menyɛɛ bɔne mfirii me Nyankopɔn ho.

23 Na n’atemmudeɛ nyinaa wɔ m’ani so,

na n’ahyɛdeɛ nso, memfirii ho.

24 Na manni fɔ wɔ n’anim,

na mahwɛ me ho so afiri m’amumuyɛ ho.

25 Na AWURADE atua me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ,

sɛdeɛ m’ahoteɛ a ɛda n’anim no teɛ.

26 Ɔnokwafoɔ na wo ne no bɛdi no nokorɛ mu,

ɔbarima a ɔdi mu na wo ne no bɛdi no amudie soɔ.

27 Deɛ ne ho teɛ na wobɛte wo ho akyerɛ no,

na ɔkontonkyini deɛ, wobɛkyinkyim wo ho akyerɛ no.

28 Na ɔman a wɔbrɛ wɔn ho aseɛ no, wogye wɔn,

na w’ani sa ahantanfoɔ na woabrɛ wɔn ase.

29 Na wo, AWURADE, wone me kanea,

na AWURADE haran me sum mu ma me.

30 Na wo na mede wo tu dɔm,

na mede me Nyankopɔn mehuri metra ɔfasuo.

31 Onyankopɔn deɛ, ne kwan yɛ pɛ,

AWURADE bɔhyɛ yɛ nokorɛ,

ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.

32 Na hwan ne onyame? Gye sɛ AWURADE nko.

Na hwan na ɔyɛ ɔbotan? Gye sɛ yɛn Nyankopɔn.

33 Saa Onyankopɔn yi ne m’aban a ɛyɛ den,

na ɔma me kwan yɛ dwoodwoo.

34 Ɔyɛɛ me nan sɛ aforotebereɛ deɛ,

na ɔmaa megyinaa me mmepɔ so pintinn.

35 Ɔkyerɛ me nsa akodie,

na m’abasa akuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua mu.

36 Na wode wo nkwagye kyɛm maa me,

na wo mmoa ma meyɛɛ kɛseɛ.

37 Wotrɛ m’anammɔn tutuo mu wɔ m’ase

na me nan anwatiri.

38 Metii m’atamfoɔ na mesɛee wɔn,

na mansane de kɔsii sɛ mehyee wɔn,

39 na memenee wɔn, na mebobɔɔ wɔn na wɔansɔre,

na wɔtotɔe wɔ me nan ase.

40 Na wode ahoɔden bɔɔ me abɔsoɔ maa akodie,

wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre tiaa me no ase hyɛɛ m’ase.

41 Na womaa m’atamfoɔ danee wɔn akyi kyerɛɛ me,

wɔn a na wɔkyiri me no, na mesɛee wɔn.

42 Wɔhwɛe, na ɔgyefoɔ biara nni hɔ,

wɔsu frɛɛ AWURADE, na wammua wɔn.

43 Na mepɛkyɛɛ wɔn pasaa sɛ fam mfuturo,

metiatiaa wɔn so mewɔɔ wɔn sɛ mmɔntene so dɔteɛ.

44 Woyii me firii m’amanko mu,

woahwɛ me sɛ menyɛ amanaman ti.

Ɔman a menni wɔn no som me.

45 Ananafoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase ama me,

wɔtee me nka pɛ, wɔtiee me.

46 Ananafoɔ bo tui,

na wɔde ahopopoɔ firi wɔn aban mu bae.

47 AWURADE te ase, na nhyira nka me botantim no.

Na me nkwagyeɛ botan Nyankopɔn no, wɔmma no so.

48 Onyankopɔn a ɔtɔɔ were maa me,

na ɔbrɛɛ aman ase hyɛɛ m’ase,

49 deɛ ɔyii me firi m’atamfoɔ nsam, aane,

wo na woma me so boro wɔn a wɔsɔre tia me no soɔ,

wogyee me firi aniɛdenfoɔ nsam,

50 Enti, AWURADE, mɛkamfo wo amanaman mu,

na mabɔ wo din mato ayeyie nnwom,

51 sɛ wone deɛ ɔma ne hene nkwagyeɛ so,

na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ,

Dawid ne n’asefoɔ daa.

Categories
2 Samuel

2 Samuel 23

Dawid nsɛm a ɛdi akyire

1 Na yeinom ne Dawid nsɛm a ɛdi akyire.

Yisai ba Dawid adiyisɛm a wanya sɛ ɔreka,

ɔbarima a wɔmaa no soɔ no adiyisɛm,

deɛ Yakob Nyankopɔn asra no

ne Israel dwom dɛdɛ tofoɔ asɛm a ɔreka nie:

2 AWURADE honhom nam me so kasa,

na n’asɛm wɔ me tɛkyerɛma so.

3 Israel Nyankopɔn akasa,

me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me.

Deɛ ɔdi nnipa soɔ a ɔtene,

deɛ ɔdi so Nyankopɔn suro mu.

4 Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann,

berɛ a owia repue, sɛ anɔpa a mununkum nni hɔ,

sɛ owia gyegyeɛ ne osutɔ nti wira fifiri fam.

5 Aane, ɛnyɛ saa na me fie teɛ wɔ Nyankopɔn nkyɛn?

Na ɔne me apam daa apam,

wasiesie nnoɔma nyinaa mu na wɔhwɛ so.

Na me mmoa nyinaa ne deɛ mepɛ nyinaa,

ɔremma no mfefɛ anaa?

6 Nanso ahuhufoɔ deɛ, wɔn nyinaa te sɛ nkasɛɛ a wɔato aguo,

na wɔmfa nsa nsɔ mu.

7 Na onipa a ɔrebɛka no no,

wɔde dadeɛ ne pea dua ma no ma no de mia,

na ɛhyeɛ ara na wɔde ogya bɛhyeɛ ama no asa koraa.

Dawid nnɔmmarima ne wɔn nneyɛɛ

8 Yeinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no din: Takemoni Yoseb-basebet a ɔdi akunini mmiɛnsa no mu titire. Ɔno na ɔmaa ne pea so wɔ nnipa ahanwɔtwe so a ɔkunkumm wɔn prɛko.

9 Na deɛ ɔdi n’akyire ne Ahohi ba Dodo ba Eleasa a ɔfra nnɔmmarima baasa a wɔka Dawid ho berɛ a wɔresopa Filistifoɔ a na wɔaboaboa wɔn ano rebɛko na Israel mmarima foro kɔeɛ no mu.

10 Ɔno na ɔsɔre kunkumm Filistifoɔ no kɔsii sɛ ne nsam goeɛ na ne nsa fam ne nkrantɛ ho. Na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛseɛ da no, na ɛdɔm no dane kɔdii n’akyiri sɛ wɔbɛfom adeɛ nko.

11 Na deɛ ɔdi n’akyire ne Hararini Agee ba Sama. Na Filistifoɔ no boaboaa wɔn ano yɛɛ asafo, na asasewa bi wɔ hɔ a asedua wɔ soɔ, na ɔman no dwane Filistifoɔ no anim.

12 Na ɔno deɛ, ɔgyinaa asase no mfimfini na ɔperee, na ɔkumm Filistifoɔ no, na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛseɛ.

13 Na atitire aduasa no mu baasa siane baa Dawid nkyɛn twaberɛ wɔ Adulam bodan mu. Na Filistifoɔ asafo bi akyere nsraban Refaim bonhwa mu.

14 Nso ɛberɛ no mu no, na Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ no mu, na Filistifoɔ bansifoɔ wɔ Betlehem.

15 Na sukɔm dee Dawid, na ɔkaa sɛ: Hwan na ɔbɛma me Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo anom?

16 Na nnɔmmarima baasa no te faa Filistifoɔ nsraban no mu kɔsaa Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo de brɛɛ Dawid. Nanso wampɛ sɛ ɔnom, na ɔhwie gu maa AWURADE,

17 na ɔse: Ɛmpare me, AWURADE, sɛ mɛyɛ yei. Mennom mmarima a wɔde wɔn kra too wɔn nsam kɔeɛ no mogya? Na wampɛ sɛ ɔnom. Yei na nnɔmmarima baasa no yɛeɛ.

18 Na Yoab nua Seruia ba Abisai nso di baasa no mu titire. Ɔno na ɔtwee ne pea kumm nnipa ahasa, na ɔgyee din sɛ baasa no.

19 Ɔno na na ɔwɔ animuonyam kɛseɛ wɔ nnipa aduasa no mu, na ɔdi wɔn so safohene, nanso wanto akane nnipa baasa no.

20 Na Yehoiada ɔbarima a ɔfiri Kabseel a ɔyɛ mmaninneɛ a ɛso no ba Benaia kumm Moab gyatasɛefoɔ baanu; na ɔno nso siane kɔkum gyata wɔ abura mu, sukyerɛmma da bi;

21 na ɔno ara nso kɔkumm Misraimni bi a ɔyɛ ɔbarima a ɔso, na Misraimni no kura pea ne nsam, na ɔde poma siane kɔɔ ne nkyɛn, na ɔhwam Misraimni no nsam pea no de ɔno ara ne pea no kumm no.

22 Yei na Yehoiada ba Benaia yɛeɛ, na ɔnyaa din nnɔmmarima baasa no mu.

23 Akunini aduasa no mu na ɔwɔ animuonyam, na akane baasa no deɛ, wanto wɔn. Na Dawid de no sii n’ankɔbeafoɔ so.

24 Yoab nua Asahel fra aduasa no mu; Dodo ba Elhanan a ɔfiri Betlehem,

25 Harodini Sama, Harodini Elika,

26 Paltini Heles, Ikes ba Ira a ɔyɛ Tekoani,

27 Anatotni Abieser, Husatni Mebunai,

28 Ahohini Salmon, Netofani Maharai,

29 Netofani Baana ba Heleb, Ribai ba Itai a ɔfiri Benyamin mma Gibea.

30 Piratonni Benaia, Hidai a ɔfiri Nahale-gaas,

31 Arabani Abi-albon, Barhumini Asmawet,

32 Saalbonni Eliahba, Yasenfoɔ no mu: Yonatan.

33 Hararini Sama, Hararini Sarar ba Ahiam,

34 Maakati ba Ahasbai ba Elifelet, Giloni Ahitofel ba Eliam,

35 Karmelni Hesro, Arbini Paarai,

36 Natan ba Yigal a ɔfiri Soba, Gadni Bani,

37 Amonni Selek, Beerotni Naharai, Seruia ba Yoab akodeɛkurani,

38 Yitrini Ira, Yitrini Gareb,

39 Hetini Uria. Wɔn nyinaa yɛ aduasa nson.

Categories
2 Samuel

2 Samuel 24

Ɔman no kan ne ɛho asotwe

1 Na AWURADE bo huru tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid hyɛɛ wɔn sɛ: Kɔ na kɔkan Israel ne Yuda.

2 Na ɔhene ka kyerɛɛ Ɔsahene Yoab a ɔka ne ho no sɛ: Kɔkyini Israel mmusuakuo nyinaa mu firi Dan kɔsi Beer-seba, na monkan ɔman no, na menhunu ɔman no dodoɔ.

3 Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛdeɛ wɔteɛ yi ho mprɛha, na me wura ɔhene ani nhunu, na adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wɔdi saa asɛm yi?

4 Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no so den. Na Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no firi ɔhene anim firii adi, sɛ wɔrekɔkan Israel man no.

5 Na wɔkɔtwaa Yordan, na wɔkɔsoɛɛ Aroer, kuro bi a ɛda Gad subonhwa no mu a ɛkyerɛ Yaser no nifa,

6 na wɔkɔɔ Gilead ne anafoɔ Hodsi asase so, na wɔkɔɔ Dan-yaan ne Sidon.

7 Na wɔduruu Tiro kuro a ɛyɛ den no ne Hewifoɔ ne Kanaanfoɔ nkuro nyinaa mu. Na wɔfiri hɔ baa Yuda anafoɔ fam wɔ Beer-seba.

8 Na wɔkyinii asase no nyinaa so, na abosome nkron ne adaduonu akyiri no, wɔbaa Yerusalem,

9 na Yoab de ɔman no anobuo no dodoɔ brɛɛ ɔhene, na Israel dɔm mu mmarima a wɔtwe nkrantɛ ano si mpem ha ahodoɔ nwɔtwe, na Yuda mmarima yɛ mpem ha ahodoɔ nnum.

10 Na Dawid kan ɔman no saa no, n’akoma bɔɔ no paripari, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Deɛ mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!

11 Na Dawid sɔree anɔpa no, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Gad, Dawid dehununi no nkyɛn sɛ:

12 Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Adeɛ mmiɛnsa na mede mereto w’anim, fa emu baako na memfa menyɛ wo.

13 Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛkɔm mmra w’asase so mfeɛ nson, anaasɛ wobɛdwane w’atamfoɔ a wɔpamo woɔ anim abosome mmiɛnsa, anaasɛ ɔyaredɔm mmra w’asase so nnansa? Afei hwɛ, na hunu mmuaeɛ ko a memfa mensane menkɔma deɛ ɔsomaa me no.

14 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ! Ma yɛnhwe AWURADE nsa mu ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso; na nnipa nsam na wɔmmma mennhweɛ.

15 Ɛnna AWURADE maa owuyadeɛ baa Israel soɔ firi anɔpa kɔsii berɛ a ɔhyɛeɛ no, na ɔman a ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba no mu nnipa mpem aduɔson wuwui.

Arauna ayuporebea afɔrebɔ

16 Na ɔbɔfoɔ no tenee ne nsa Yerusalem so sɛ ɔresɛe no no, AWURADE nuu ne ho mmusuo no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no sɛ: Ayɛ yie, pono wo nsa. Na AWURADE bɔfoɔ no aduru Yebusini Arauna ayuporebea ho.

17 Na Dawid hunuu ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no no, ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, me na mayɛ bɔne, na me na mafom, na nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? Ma wo nsa mmra me ne m’agya fie so.

18 Na Gad baa Dawid nkyɛn da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ na kɔsi afɔrebukyia ma AWURADE Yebusini Arauna ayuporebea hɔ.

19 Na Dawid nam Gad asɛm no so foro kɔe, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no.

20 Na Arauna hwɛeɛ no, ɔhunuu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔresene aba ne nkyɛn. Na Arauna firii adi kɔbɔɔ ne mu ase ɔhene anim.

21 Ɛnna Arauna bisaa sɛ: Adɛn nti na me wura ɔhene reba n’akoa nkyɛn yi? Na Dawid buaa sɛ: Merebɛtɔ wo hɔ ayuporebea no, na masi afɔrebukyia mama AWURADE, na wɔasi ɔhaw no kwan afiri ɔman no so.

22 Na Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ma me wura ɔhene mfa, na ɔmmɔ afɔdeɛ sɛdeɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ. Hwɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔ nantwie ne poreɛ nteaseɛnam ne anantwie no adwumayɛ nnua a wɔde bɛyɛ nnyina nie.

23 Ɔhene, Arauna de ne nyinaa ma ɔhene. Na Arauna ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn ani nsɔ wo.

24 Na ɔhene ka kyerɛɛ Arauna sɛ: Dabi, na tɔ na mɛtɔ no wo hɔ, sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na meremfa adeɛ biara a ɛnsom me boɔ memmɔ AWURADE me Nyankopɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na Dawid tɔɔ ayuporebea no ne anantwie no maa dwetɛ nnwetɛbena aduonum.

25 Na Dawid sii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na AWURADE gyee mpata no maa asase no, na wɔsii ɔhaw no kwan firii Israel so.