Categories
2 Mose

2 Mose 30

Aduhwam Afɔrebukyia

1 “Fa okuo yɛ afɔrebukyia ketewa bi a wobɛhye aduhwam wɔ so.

2 Ma ɛnyɛ ahinanan a ne fa biara susu nsateakwaa dunwɔtwe, na ne ɔsorokɔ nso nyɛ anammɔn mmiɛnsa a wɔasene mmɛn a ɛfiri dua a wɔde yɛɛ afɔrebukyia no ara mu ama ɛtuatua ho. Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mmɛn a wɔsene firi baabi bɛtuatuaa ho.

3 Fa sikakɔkɔɔ kata ne soro, ne nkyɛn ne mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no nyinaa. Na fa sikakɔkɔɔ ntotoano twa afɔrebukyia no ho nyinaa hyia.

4 Fa sikakɔkɔɔ nkawa mmienu bobɔ afɔrebukyia no afanu no nkyɛn mu ase na wɔde nnua a wɔde bɛsoa no awurawura mu.

5 Wɔmfa okuo na ɛnyɛ nnua no, na wɔmfa sikakɔkɔɔ nnura ho nyinaa.

6 Fa afɔrebukyia no si ntwamutam no akyi wɔ mpata beaeɛ hɔ a ɛbɔ faako a Apam Adaka a Mmaransɛm Edu no wɔ hɔ no ho ban. Mɛhyia mo hɔ.

7 “Ɛda biara anɔpa, sɛ Aaron resiesie kanea no a, ɔbɛhye aduhwam wɔ afɔrebukyia no so.

8 Anwummerɛ biara, sɛ ɔsɔ kanea no a, ɔbɛhye aduhwam wɔ Awurade anim. Yei bɛtoa so firi awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so.

9 Monhye aduhwam a wɔama ho ɛkwan wɔ afɔrebukyia no so. Mommmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ wɔ so, na mommfa ahwiesa ngu so.

10 Afe biara, ɛsɛ sɛ Aaron dwira afɔrebukyia no ho yɛ no kronkron. Ɔde mogya bɛsrasra mmɛn a ɛtuatua ho no so sɛ mpatadeɛ. Ɛsɛ sɛ afe biara wɔte afɔrebukyia no ho yɛ no kronkron firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade afɔrebukyia kronkron.”

11 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

12 “Ɛberɛ biara a wobɛkan Israelfoɔ no, obiara a wɔbɛkan no no mfa ne mpatadeɛ mmrɛ Awurade mma ne kra, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔyaredɔm biara remma wɔn mu bi so.

13 Ɛsɛ sɛ obiara a wɔkan no no ma dwetɛbena fa, a emu duru yɛ gram nsia (sɛdeɛ kronkronbea mu dwetɛbena boɔ teɛ no).

14 Obiara a wadi mfeɛ aduonu rekorɔ no na ɔbɛbɔ saa afɔdeɛ yi.

15 Ɛnsɛ sɛ adefoɔ ma ma ɛboro sika a wɔatwa ato hɔ no so. Ɛnsɛ sɛ ahiafoɔ nso ma deɛ ɛsua sene saa, ɛfiri sɛ, ɛyɛ Awurade afɔdeɛ a ɔde rete yɛn ho ama yɛn.

16 Momfa saa sika yi nsiesie Ahyiaeɛ Ntomadan no. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma Awurade ani aba mo, Israelfoɔ so, na ayɛ mpatadeɛ nso ama mo.”

17 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ.

18 “Fa kɔbere yɛ atam a ne nnyinasoɔ nso yɛ kɔbere. Fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na fa nsuo gu mu.

19 Ɛhɔ na Aaron ne ne mmammarima bɛhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho

20 ɛberɛ a wɔrekɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu de wɔn ho akɔkyerɛ Awurade, anaasɛ nso wɔrekɔ akɔbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so ama Awurade no. Ɛberɛ biara a wɔrekɔdi saa dwuma yi no, ɛsɛ sɛ wɔhohoro wɔn ho; anyɛ saa a, wɔbɛwuwu.

21 Yei ne mmara a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmammarima firi awo ntoatoasoɔ so kɔsi awo ntoatoasoɔ so no.”

22 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

23 “Hwehwɛ nnuhwam papa sɛ kurobo, kilogram nsia, sinamon kilogram mmiɛnsa ne mmɛtire hwamhwam kilogram mmiɛnsa.

24 Kurobo dodoɔ a mobɛfa no nyɛ sɛ sinamon no dodoɔ na momfa ngo dua mu ngo lita ɛnan.

25 Awurade ahyɛ nnuhwamfrafoɔ a wɔaben yie, sɛ wɔmfra saa nnuhwam yi ma ɛnyɛ ngo kronkron a wɔde te onipa ho.

26 Awurade kaa sɛ, momfa yei nte Ahyiaeɛ Ntomadan ne Apam Adaka,

27 ne ɛpono ne ɛho nkyɛnsee ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ho.

28 Saa ara nso na momfa nte afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma ne atam ne deɛ ɛsi mu no ho.

29 Monte ho na ɛnyɛ kronkron; biribiara a ɛbɛka saa nneɛma yi ho bɛte.

30 “Momfa nsra Aaron ne ne mmammarima ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛte na wɔatumi ayɛ asɔfodwuma ama me.

31 Na monka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Yei ne me srango kronkron.

32 Ɛnsɛ sɛ wɔhwie gu obiara so kwa, na ɛnsɛ sɛ mo ara ankasa nso moyɛ bi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron enti ɛsɛ sɛ mo nso moyɛ no kronkron.

33 Obiara a ɔbɛfra aduhwam a ɛte sɛ no anaa ɔbɛhwie bi agu obi a ɔnyɛ ɔsɔfoɔ so no, wɔbɛtwa no asuo.’ ”

34 Awurade hyɛɛ mmara a ɛfa aduhwam no ho maa Mose sɛ, “Fa nnuhwam aneneduro ne nworahwam ne prɛkɛsɛ hwamhwam ne ohwamfufuo gyenegyene na wɔnsusu ne nyinaa mu duru ma ɛnyɛ pɛ,

35 na fa yɛ aduhwam a wɔhyeɛ a aduhwamfrani a waben yɛ no bi, na wɔmfa nkyene mfra mu; na ɛbɛyɛ aduhwam kronkron.

36 Monyam bi ma ɛnyɛ muhumuhu na momfa bi nsi Apam Adaka no anim baabi a mɛhyia mo wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ no. Saa aduhwam yi ne deɛ ɛyɛ kronkron koraa wɔ ne nyinaa mu.

37 Monnyɛ bi mfa, ɛfiri sɛ, wɔakora ama Awurade enti, ɛsɛ sɛ mohunu sɛ ɛyɛ kronkron.

38 Obiara a ɔbɛyɛ bi afa no, wɔbɛtwa no asuo.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/30-fcf240236205927d040b40f049d23130.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 31

Onyankopɔn Yi Besaleel Ne Oholiab

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Mayi Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nana a ɔfiri Yuda abusua mu

3 de Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Mama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu.

4 Ɔyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere ho dwumfoɔ kɛseɛ.

5 Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso.

6 Mayi Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne ɔboafoɔ.

“Ɛno akyi no, mama adwumayɛfoɔ no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi adi dwuma biara a mɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnni no:

7 “sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan,

sɛ ɛyɛ Apam Adaka, ne ahummɔborɔbea;

sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ahyehyɛdeɛ,

8 sɛ ɛyɛ ɛpono no ne ɛso nneɛma;

sɛ ɛyɛ sikakɔkɔɔ kaneadua ne ɛho nneɛma;

sɛ ɛyɛ ohwam afɔrebukyia;

9 sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia ne ɛho nneɛma;

sɛ ɛyɛ kuduo ne ne nnyinasoɔ;

10 sɛ ɛyɛ ɔsɔfoɔ Aaron ntadeɛ kronkron fɛfɛ no

ne ne mma ntadeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi adi asɔfoɔ;

11 anaasɛ ɔsra ngo no ne kronkronbea hɔ aduhwam.

“Ɛsɛ sɛ wɔfa ɛkwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ yeinom nyinaa.”

12 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

13 “Ka kyerɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ ɛduru homeda a, wɔnhome, ɛfiri sɛ, saa homeda no na daa ɛkae apam a me ne mo apam no. Ɛboa mo ma mokae sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.

14 “ ‘Monhome homeda no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɛda kronkron. Obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu. Na deɛ ɔbɛyɛ adwuma saa ɛda no nso, wɔbɛkum no.

15 Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma homeda no, wɔbɛkum no.

16 Momfa nna nsia nyɛ mo nnwuma nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda kronkron ma Awurade. Saa mmara yi yɛ apam ne ahyɛdeɛ a ɛwɔ hɔ daa ma Israelfoɔ.

17 Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfoɔ ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Ɛfiri sɛ, nna nsia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, ɛnna ɔhomee ɛda a ɛtɔ so nson no.’ ”

18 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔ so wieeɛ no, ɔde aboɔ apono mmienu a ɔde ne nsa atwerɛ Mmaransɛm Edu no wɔ so no maa no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/31-eb6f44ddc9ce091577872711f962466f.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 32

Sika Nantwie Ba

1 Mose kyɛree wɔ bepɔ no so saa no, nnipa no nyinaa kɔɔ Aaron so kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ntɛm, yɛ anyame a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛnhunu baabi a Mose a ɔdii yɛn anim de yɛn firi Misraim asase so baa ha no afa; ebia na biribi ayɛ no.”

2 Aaron nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyiyi mo sika nsonkawa nyinaa mmra.”

3 Wɔyiyii wɔn nsonkawa no maa Aaron—mmaa ne mmarima ne mmarimaa ne mmaayewa nyinaa.

4 Aaron nanee sikakɔkɔɔ nsonkawa no de bɔɔ nantwie ba ohoni. Nnipa no nyinaa teaam sɛ, “Ao, Israel, yei ne mo anyame a ɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no.”

5 Aaron hunuu sɛ nnipa no ani agye sika nantwie ba ohoni no ho no, ɔsii afɔrebukyia sii nantwie ba no anim kaa sɛ, “Ɔkyena yɛbɛhyɛ fa ama Awurade.”

6 Wɔsɔree anɔpahema firii aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ de maa nantwie ba ohoni no. Ɛno akyi, wɔtoo ɛpono kɛseɛ bi, didi nomee, goroo abosomgorɔ, yɛɛ ahuhudeɛ hodoɔ.

7 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yɛ ntɛm na siane kɔ wo nkurɔfoɔ a wode wɔn firi Misraim asase so baeɛ no nkyɛn, ɛfiri sɛ, wɔagu wɔn ho fi,

8 na wɔabu me mmara nyinaa nso so. Wɔayɛ sika nantwie ba a wɔsom no, asane abɔ afɔdeɛ nso ama no aka sɛ, ‘Ao, Israel, yei ne mo nyame a ɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no.’ ”

9 Awurade kaa sɛ, “Mahunu sɛdeɛ saa nnipa yi yɛ asoɔden na wɔsane yɛ adɔnyɛfoɔ fa.

10 Enti afei, mede mʼabufuhyeɛ bɛtɔre wɔn ase na mama wo Mose mmom ayɛ ɔman kɛseɛ.”

11 Nanso, Mose srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnnyɛ saa. Ɔkɔɔ so sɛ, “Awurade, adɛn enti na wo bo afu atia wo ara wo nkurɔfoɔ a wonam anwanwakwan ne wo tumi so yii wɔn firii Misraim asase so yi?

12 Wopɛ sɛ Misraimfoɔ no ka sɛ, ‘Onyankopɔn daadaa wɔn sɛ wɔmmra bepɔ no so sɛdeɛ ɔbɛnya wɔn akum wɔn, atɔre wɔn ase afiri asase so?’ Ma wo bo ntɔ wo yam na gyae adwene a woafa sɛ wode rebɛtia wo nkurɔfoɔ no.

13 Kae ɛbɔ a wohyɛɛ wʼasomfoɔ Abraham, Isak ne Israel no. Wo ara wokaa ntam sɛ, ‘Mɛma mo asefoɔ adɔɔso sɛ ɛsoro nsoromma na mede saa asase a mahyɛ mo ho bɔ yi nyinaa bɛma mo asefoɔ na wɔatena so afebɔɔ.’ ”

14 Na Awurade sesaa nʼadwene de wɔn ho kyɛɛ wɔn.

15 Afei, Mose siane firii bepɔ no so baeɛ a ɔkura Mmaransɛm Edu no a wɔatwerɛ agu aboɔ apono mmienu akyi ne animu no.

16 Onyankopɔn no ankasa na ɔtwerɛɛ mmaransɛm no wɔ apono no so.

17 Ɛberɛ a Yosua tee sɛ nnipa bi reyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ɛyɛ me sɛ wɔreboaboa wɔn ho akɔ ɔko!”

18 Ɛnna Mose nso buaa no sɛ, “Ɛnnyɛ nkonimdie mu anigyeɛ anaa, nkoguo na mmom, ɛyɛ nnwontoɔ.”

19 Wɔbɛduruu atenaeɛ hɔ, Mose hunuu nantwie ba no ne asa a wɔresa. Enti, ɔde abufuhyeɛ too twerɛ apono no hwee fam ma ɛbubuu wɔ bepɔ no ase.

20 Ɔfaa nantwie ba no nanee no wɔ ogya mu na ɛdwoeɛ no, ɔyam no muhumuhu de guu nsuo mu maa nnipa no nomeeɛ.

21 Afei, ɔbisaa Aaron sɛ, “Ɛdeɛn nko ara na nnipa no ka kyerɛɛ wo a enti ɛnam so maa wode saa bɔne kɛseɛ yi baa wɔn so?”

22 Aaron buaa no sɛ, “Mma wo bo mfu. Wo ara wonim sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ yi yɛ nnipa bɔne fa.

23 Wɔn ara na wɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛ onyame bi ma yɛn na ɔnkyerɛ yɛn ɛkwan na biribi ayɛ saa Mose a ɔdii yɛn anim firii Misraim no.’

24 Enti, me nso mekaa sɛ, ‘Monyiyi mo sikakɔkɔɔ nsonkawa mma me.’ Wɔyiyi de maa me na mede guu ogya mu. Ɛne saa nantwie ba no.”

25 Mose hunuu sɛ Aaron ama nnipa no adane adwamammɔfoɔ ama wɔn atamfoɔ anya wɔn no,

26 ɔgyinaa wɔn atenaeɛ hɔ ɛpono no ano teaam sɛ, “Mo a mowɔ Awurade afa no, mommra me nkyɛn.” Lewifoɔ no nyinaa kɔɔ ne nkyɛn.

27 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade Israel Onyankopɔn se, ‘Momfa mo akofena nhyehyɛ mo ho na monni mo atenaeɛ hɔ akɔneaba, na monkunkum mo nuanom, mo nnamfonom ne mo afipamfoɔ.’ ”

28 Enti, wɔyɛɛ saa maa nnipa bɛyɛ mpensa totɔɔ ɛda no.

29 Afei, Mose ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ, “Ɛnnɛ, moatu mo ho akyɛ sɛ mobɛsom Awurade, ɛfiri sɛ, moayɛ ɔsetie ama no ama mpo, monam so akunkum mo mma ne mo nuanom, enti ɔbɛhyira mo bebree.”

30 Adeɛ kyee anɔpa no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Moayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, nanso mɛsane akɔ Awurade nkyɛn wɔ bepɔ no so akɔhwɛ sɛ ebia, mɛnya bɔnefakyɛ ama mo anaa.”

31 Enti, Mose sane kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ao, saa nnipa yi ayɛ bɔne a ɛso bi mmaa da, na wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ wɔn anyame.

32 Enti, meredi ama wɔn sɛ, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na sɛ ɛnte saa nso a, pepa me din firi nwoma a woatwerɛ no mu.”

33 Awurade buaa Mose sɛ, “Obiara a wayɛ me bɔne no, mɛpepa no afiri me nwoma mu.

34 Enti afei, kɔ na di nkurɔfoɔ no anim kɔ beaeɛ a mekyerɛɛ woɔ no na mehyɛ wo bɔ sɛ, mɛma me ɔbɔfoɔ adi wʼanim; nanso sɛ mebɛsra nkurɔfoɔ no a, mɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne no ho.”

35 Na ɛsiane sɛ nnipa no somm Aaron nantwie ba no enti, ɔtee yadeɛ guu wɔn so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/32-20364df637cd87cd2881e3d65bc824a6.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 33

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Di saa nnipa a wode wɔn firi Misraim asase so no anim kɔ asase a mede hyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob bɔ no so, ɛfiri sɛ, mekaa sɛ, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ.’

2 Mɛsoma ɔbɔfoɔ adi wʼanim na wapam Kanaanfoɔ, Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ.

3 Ɛyɛ asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene wɔ so. Na me ne mo rentu saa ɛkwan no ɛfiri sɛ, moyɛ asoɔden ne basabasayɛfoɔ. Sɛ me ne mo kɔ a, anhwɛ a, mɛsɛe mo wɔ ɛkwan so.”

4 Nnipa yi tee saa nsɛnhyeɛ yi, wɔtwaa agyaadwoɔ. Afei, wɔworɔworɔɔ wɔn ho nkawa ne ahyehyɛdeɛ nyinaa.

5 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, “Moyɛ nnipa basabasayɛfoɔ ne asoɔden. Na sɛ me ne mo tena bɛyɛ simma baako pɛ koraa mpo a, anka mɛtɔre mo ase. Monworɔworɔ mo nkawa ne agudeɛ a ɛhyehyɛ mo no nyinaa kɔsi ɛberɛ a mɛhunu deɛ mɛyɛ mo.”

6 Yei akyi no, obiara worɔɔ nʼagudeɛ wɔ Bepɔ Horeb so.

7 Na Mose sii hyiabea ntomadan wɔ sraban no akyi a obiara a ɔpɛ sɛ ɔne Awurade di nkutaho no kɔ hɔ. Wɔtoo dan no edin “Ahyiaeɛ Ntomadan.”

8 Ɛberɛ biara a Mose bɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no, nnipa no nyinaa sɔre bɛgyina wɔn ntomadan ano hwɛ no kɔsi sɛ ɔbɛduru ɛdan no ano.

9 Ɔrewura mu a, omununkum fadum bɛhyia no wɔ ɛkwan no ano na Awurade nam mu ne Mose akasa.

10 Na nnipa no nyinaa agyina wɔn ntomadan apono ano akoto asɔre omununkum fadum no.

11 Ɛdan no mu, na Awurade kasa kyerɛ Mose animu ne animu, sɛdeɛ obi ne nʼadamfo di nkɔmmɔ. Na sɛ Mose sane kɔ nsraban no hɔ a, aberanteɛ a ɔboa no a wɔfrɛ no Yosua (Nun ba) no deɛ, ɔtena Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ara kɔsi sɛ Mose bɛsane aba.

12 Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Daa woka kyerɛ me sɛ, ‘Fa saa nnipa yi kɔ bɔhyɛ asase no so, nanso wonkyerɛɛ me onipa a ɔnka me ho ne me nkɔ. Wose woyɛ mʼadamfo a woayɛ me adɔeɛ bebree.’

13 Na sɛ saa na ɛte a, di mʼanim kyerɛ me baabi a ɛyɛ wo pɛ sɛ mefa na ama mate wo aseɛ na mafa wo kwan so pɛpɛɛpɛ. Na mma wo werɛ mfiri sɛ saa ɔman yi yɛ wo nkurɔfoɔ.”

14 Na Awurade buaa no sɛ, “Mʼankasa me ne wo bɛkɔ na woadi nkonim.”

15 Nanso Mose kaa sɛ, “Sɛ wo ne yɛn renkɔ deɛ a, mma yɛnntu yɛn nan mfiri ha.

16 Sɛ wo ne yɛn ankɔ a, hwan na ɔbɛhunu sɛ me ne me nkurɔfoɔ anya wo hɔ adom a ama nsonsonoeɛ abɛda yɛn ne asase sofoɔ a aka no ntam?”

17 Awurade buaa Mose sɛ, “Ampa ara, mɛyɛ wʼabisadeɛ ama wo, ɛfiri sɛ, woanya ahummɔborɔ afiri me nkyɛn na woyɛ mʼadamfo.”

18 Na Mose srɛɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔhunu Onyankopɔn animuonyam.

19 Awurade buaa sɛ, “Mɛma mo ahunu mʼadɔeɛ na mɛbɔ me din Awurade no akyerɛ mo. Deɛ mepɛ sɛ mehunu no mmɔbɔ no, mɛhunu no mmɔbɔ, na deɛ mepɛ sɛ meyɛ no adɔeɛ nso, mɛyɛ no adɔeɛ.

20 Nanso, morenhunu mʼanimuonyam, ɛfiri sɛ, obi bi renhunu mʼanim ntena nkwa mu.

21 “Nanso gyina ɔbotan yi so wɔ me nkyɛn ha.

22 Na sɛ mʼanimuonyam resene a, mede wo bɛhyɛ ɔbotan no mu na mede me nsa akata wo so kɔsi sɛ mɛtwam.

23 Afei, mɛyi me nsa na woahunu mʼakyi, na mʼanim deɛ, worenhunu.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/33-6de515b2540a0e5b1b278dbdd994be15.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 34

Onyankopɔn Twerɛ Apam No Bio

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Yɛ aboɔ twerɛ apono mmienu te sɛ deɛ woyɛɛ kane no na mɛtwerɛ mmara korɔ no ara sɛdeɛ na ɛwɔ deɛ wobubuu mu no so ara pɛ ama wo.

2 Siesie wo ho na bra Sinai Bepɔ so anɔpa na fa wo ho bɛkyerɛ me.

3 Mfa obiara nka wo ho na ɛnsɛ sɛ obiara bɛn bepɔ no ho baabiara. Mma mmoa biara nkɔ adidi mmɛn bepɔ no.”

4 Enti, Mose twaa twerɛ apono mmienu te sɛ kane deɛ no de kɔɔ Sinai Bepɔ so anɔpahema sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.

5 Awurade siane baa sɛ omununkum fadum bɛgyinaa Mose ho bɔɔ ne din kronkron Awurade no.

6 Awurade faa nʼanim frɛɛ no kaa sɛ, “Me, Awurade, Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ a me bo kyɛre fu na mewɔ ɔdɔ na medi nokorɛ nso;

7 me Awurade, me dɔ nnipa mpempem na mede atirimuɔden, atuateɛ ne bɔne kyɛ. Metwe afɔdie aso na metwe Agyanom, mma ne mmanananom kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne ɛnan aso.”

8 Mose kotoo Awurade somm no.

9 Ɔkaa sɛ, “Sɛ ɛyɛ nokorɛ pa ara sɛ woagye me atom deɛ a, Ao Awurade, wo ne yɛnkɔ bɔhyɛ asase no so. Saa nnipa yi yɛ asoɔden deɛ, nanso fa yɛn bɔne kyɛ yɛn na gye yɛn sɛ wo ara wo nnipa.”

10 Awurade buaa sɛ, “Ɛyɛ, me ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Merebɛyɛ anwanwadeɛ bi a ebi nsii asase so da, na ɛnam so ama Israelfoɔ nyinaa ahunu tumi a Awurade wɔ. Menam wo so na mɛyɛ saa tumideɛ no.

11 Wo fam deɛ a wobɛyɛ ara ne sɛ, wobɛtie nsɛm a mɛhyɛ wo no na woayɛ ne nyinaa; na sɛ ɛba saa a, mɛpam Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no nyinaa afiri wʼanim.

12 Hwɛ wo ho so yie pa ara na wo ne ɔman a worekɔ mu no mufoɔ ampam, ɛfiri sɛ, sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma wo nso woayɛ nnebɔne a wɔyɛ no bi.

13 Bubu wɔn abosonsom afɔrebukyia no. Sɛe wɔn aboɔ adum no na montutu wɔn abosom no ngu.

14 Na monnsom onyame foforɔ biara nka Awurade ho, na ɔno nko ara ne Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ mosom no.

15 “Wone onipa biara a ɔte asase no so nnyɛ asomdwoeɛ apam biara, ɛfiri sɛ, wɔnni me nokorɛ, na wɔbɔ afɔdeɛ ma wɔn anyame de tia me. Sɛ wo ne wɔn fa yɔnko a, wɔbɛto nsa afrɛ wo sɛ ma yɛnkɔsom yɛn anyame na anhwɛ yie a, wobɛkɔ.

16 Afei, ɛyɛ saa a, mobɛgye wɔn mmammaa aware ama mo mmammarima no akɔsom wɔn yerenom no anyame bi de atia me.

17 “Monnsom ahoni biara.

18 “Bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdi Apiti Afahyɛ no nnanson sɛdeɛ meka kyerɛɛ wo no. Di no afe biara mu ɔbosome Abib (Yudafoɔ bosome a ɛdi ɛkan) mu. Saa bosome no mu na motu firii Misraim.

19 “Abakan biara yɛ me dea, sɛ ɛyɛ nantwie, odwan anaa abirekyie.

20 Afunumu ba a ɔyɛ abakan deɛ, wɔmfa no nsesa odwammaa. Na sɛ wompɛ sɛ wode no di nsesa deɛ a, bu ne kɔn mu. Mo mmammarima deɛ, monsesa wɔn nyinaa.

“Obiara mma mʼanim a ɔnkura akyɛdeɛ bi.

21 “Nnansia pɛ na momfa nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, monnni dwuma biara. Ofuntumberɛ anaa otwaberɛ mpo, momfa nna nsia nyɛ adwuma. Ɛda a ɛtɔ so nson no, monhome.

22 “Monkae na monni saa afahyɛ mmiɛnsa a ɛwɔ afe mu no nyinaa. Yeinom ne: Otwaberɛ Afahyɛ (anaasɛ Pentekoste), Atokoɔ a ɛdi ɛkan Afahyɛ ne Otwa Afahyɛ.

23 Saa afahyɛ mmiɛnsa yi mu biara duru so a, ɛsɛ sɛ Israelfoɔ mmarima ne mmarimaa nyinaa ba Awurade wo Onyankopɔn anim.

24 Sɛ mokɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim saa mprɛnsa no nyinaa afe biara mu a, obiara nni hɔ a ɔbɛtoa mo abɛdi mo asase no so. Mɛpam saa aman no wɔ mo anim na matrɛ mo ahyeɛ mu.

25 “Mommfa burodo a mmɔreka wɔ mu mmɔ me afɔdeɛ. Na Twam Afahyɛ ɛnam no nso, mommfa bi nsi hɔ mma adeɛ nkye so.

26 “Sɛ motwa mo mfudeɛ a, momfa otwakane mu nyiyimu a ɛsɔ ani mmrɛ me; wɔde bɛma Awurade mo Onyankopɔn.

“Nnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.”

27 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Twerɛ saa mmara a mede ama wo yi nyinaa gu hɔ, ɛfiri sɛ, ɛgyina hɔ ma me ne wo ne Israel apam.”

28 Mose ne Awurade de adaduanan, awia ne anadwo, dii nkutaho wɔ bepɔ no so, na saa ɛberɛ no, Mose annidi annom. Saa ɛberɛ no, Onyankopɔn twerɛɛ Mmaransɛm Edu no guu ɛboɔ twerɛpono so.

29 Ɛberɛ a Mose de twerɛ apono no fi Onyankopɔn nkyɛn resiane bepɔ no, na ɔnnim sɛ nʼanim rehyerɛn.

30 Esiane nʼanim hyerɛn a na ɛhyerɛn no enti, Aaron ne Israelfoɔ no hunuu Mose no, wɔsuroeɛ sɛ wɔbɛbɛn no.

31 Nanso, Mose frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn maa Aaron ne ɔman no mu ntuanofoɔ ne no bɛkasaeɛ.

32 Akyire no, nnipa no nyinaa baa ne nkyɛn maa ɔde mmaransɛm a Awurade de maa no wɔ bepɔ no so hɔ no maa wɔn.

33 Mose ne wɔn kasa wieeɛ no, ɔde nkatanimu kataa nʼanim,

34 na ɛberɛ biara a ɔbɛkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ ne Awurade akɔkasa no, ɔyi nkatanimu no kɔsi sɛ ɔbɛsane aba bio; ɔba saa a, asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ no no, na ɔno nso aka akyerɛ nnipa no

35 a wɔhunu sɛ nʼanim ayɛ hyerɛn. Akyire no, ɔde nkatanimu no kata nʼanim bio kɔsi sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn na ɔne no akɔkasa.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/34-c550ee0d521dca64d63f13f88420a139.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 35

Homeda Ho Mmara

1 Afei, Mose frɛɛ nnipa no nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yei ne Awurade mmara a ɛsɛ sɛ modi so.

2 Monyɛ adwuma nnansia. Na ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, momfa nhome; ɛyɛ ɛda kronkron a ɛsɛ sɛ mode som Awurade. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma biara saa ɛda no, ɔbɛwu.

3 Ɛda no, ogya mpo, monnsɔ bi ano wɔ mo afie mu.”

4 Mose ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Nsɛm a Awurade ahyɛ sɛ monyɛ nie.

5 Obiara a ɔpɛ no mfa saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara mmrɛ Awurade:

“sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ;

6 ntoma a wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan ayɛ ne

abirekyie nwi,

7 odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ ne mmirekyie nhoma a wɔahyɛ,

okuo dua;

8 kanea ngo, ɔsra ngo;

nnuhwam a wɔhyeɛ;

9 aboɔ a ɛte sɛ apopobibirieboɔ ne aboɔdemmoɔ a wɔde bɛhyehyɛ asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no mu.

10 “Mo a mowɔ nimdeɛ wɔ biribi yɛ ho no, mo nyinaa mommra na monyɛ deɛ Awurade aka no nyinaa te sɛ:

11 “Ahyiaeɛ Ntomadan no so ntoma ne ne nkatasoɔ, nkɔtɔkorɔ, aponnwa nnua a ɛsisi mu, adum ne nnyinasoɔ;

12 Apam Adaka no ne nnua a ɛsisi ho; Mpata Beaeɛ ntwamutam a ɛkata kronkronbea hɔ,

13 Ɛpono ne nnua a wɔde soa ne ɛho nneɛma nyinaa, Hyiadan mu Burodo;

14 nkanea nnua ne nʼakanea ne ngo;

15 aduhwam afɔrebukyia ne nnua a wɔde bɛsoa; srango ne aduhwam a ɛyi hwa pa,

nsɛnanimu a wɔde bɛsɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano;

16 kɔbere Afɔrebukyia a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, kɔbere otwitwadeɛ ne nnua a wɔde bɛsoa ho nneɛma,

ne deɛ wɔsi mu nneɛma ne ne ntaamu,

17 adihɔ hɔ no ntwamutam, adum ne ne nnyinasoɔ, ntoma a wɔde bɛkata adihɔ hɔ ɛkwan ano,

18 Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ nnua ne ne ntampehoma,

19 asɔfotadeɛ a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛeɛ. Afei, wɔde Aaron asɔfotadeɛ kronkron no nso ne ne mmammarima deɛ a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.”

20 Enti, nnipa no nyinaa kɔɔ wɔn ntomadan mu kɔyɛɛ akyɛdeɛ no ho ahoboa.

21 Wɔn a Onyankopɔn honhom kaa wɔn akoma no de wɔn akyɛdeɛ a wɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ne ɛho nneɛma ne deɛ wɔde bɛpam atadeɛ kronkron no brɛɛ Awurade.

22 Mmaa ne mmarima a asɛm no kaa wɔn akoma no nyinaa baeɛ. Wɔde sikakɔkɔɔ, agudeɛ, nsonkawa, nkawa, kɔnmuadeɛ ne sikadwinneɛ bebree brɛɛ Awurade.

23 Wɔn a wɔwɔ ntoma pa, kuntu a ɛyɛ tuntum, bibire, abirekyie nhoma a wɔahyɛ, odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ anaa aboa nhoma a ɛyɛ fɛ nso de baeɛ.

24 Afoforɔ nso de dwetɛ ne kɔbere brɛɛ Awurade sɛ wɔn akyɛdeɛ. Ebinom de okuo nnua nso baeɛ.

25 Mmaa no bi a wɔnim adepam yie no too asaawa tuntum, bibire ne koogyan de yɛɛ ntoma a ɛyɛ fɛ de brɛɛ Awurade.

26 Afoforɔ nso de anigyeɛ nam wɔn dom akyɛdeɛ so de abirekyie nwi yɛɛ ntoma.

27 Mpanimfoɔ a wɔdi wɔn anim no de aboɔ a ɛte sɛ apopobibirieboɔ baeɛ sɛ wɔmfa nyɛ asɔfotadeɛ no ne nʼadaaboɔ.

28 Wɔde nnuhwam ne ngo a wɔde bɛgu nkanea mu ne deɛ wɔde bɛfra srango no ne nnuhwam no ma adi mu no nso baeɛ.

29 Yei di ho adanseɛ sɛ Israel mmarima ne mmaa a na wɔpɛ sɛ wɔboa dwumadie a Awurade nam Mose so de hyɛɛ wɔn nsa no firi wɔn pɛ mu de wɔn akyɛdeɛ brɛɛ no.

30 Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Awurade ayi Besaleel, Uri ba a ɔyɛ Hur a ɔfiri Yuda abusua mu nana

31 no sɛ ɔno Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Wama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu.

32 Ɔbɛtumi adi adwini afiri sikakɔkɔɔ, dwetɛ, ne kɔbere mu.

33 Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso.

34 Na Onyankopɔn ama ɔno ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ɔfiri Dan abusuakuo mu babarima adom akyɛdeɛ a wɔnam so kyerɛ afoforɔ adeɛ.

35 Onyankopɔn ama wɔn baanu akyɛdeɛ sononko sɛ adwumfoɔ, duadwumfoɔ, adenwonofoɔ a wɔtumi nwono nneɛma a ɛyɛ fɛ gu ntoma pa a ɛyɛ tuntum, bibire ne koogyan mu. Wɔnim saa adwinneɛ yi nyinaa di ma ɛboro so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/35-f038084dd7fc3f12081c6d9241a5a4d7.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 36

1 Adwumfoɔ a wɔaka a Onyankopɔn ama wɔn adom akyɛdeɛ no nyinaa bɛboa Besaleel ne Oholiab na wɔasi asiesie Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, sɛdeɛ Awurade kaeɛ no.”

2 Enti, Mose ka kyerɛɛ Besaleel ne Oholiab ne wɔn a wɔaka na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa dwumadie no sɛ wɔnhyɛ aseɛ.

3 Mose de nneɛma a nnipa no de bɛkyɛeɛ no maa wɔn, na adekyeeɛ biara nso, na wɔnya akyɛdeɛ foforɔ.

4 Akyire no, adwumayɛfoɔ no nyinaa gyaee wɔn adwumayɛ no

5 kɔɔ Mose nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nneɛma a yɛn nsa aka no dɔɔso sen deɛ yɛhia.”

6 Enti, Mose somaa obi ma ɔkɔɔ wɔn nyinaa so kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, afei deɛ, obiara mmɛkyɛ wɔn adeɛ bio. Na obiara amfa hwee amma bio.

7 Ɛfiri sɛ, na nneɛma a wɔwɔ no bɛso dwuma no die aboro so mpo.

8 Deɛ ɛdi ɛkan, Ahyiaeɛ Ntomadan no sie no, adenwonofoɔ pa ara no de asaawa a wɔafira yɛɛ nsɛnanotam edu a emu bi yɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu.

9 Nsɛnanotam edu no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan mmienu na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nsia.

10 Wɔkekaa ntoma bamma enum sisii animu nyaa nsɛnanotam baako. Ɛnna wɔkekaa ntoma bamma enum a aka no nso sisii animu nyaa nsɛnanotam foforɔ.

11 Wɔde ntoma bibire bamma aduonum wurawuraa nsɛnanotam a wɔkeka sisii animu no mu biara ano

12 a kantankorowa baako biara ne baako di nhwɛanimu.

13 Afei, wɔyɛɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum de sosɔɔ nkantankorowa no mu maa nsɛnanotam ahodoɔ mmienu no yɛɛ nsɛnanotam baako.

14 Wɔde ntoma nkatasoɔ dubaako a wɔde mmirekyie nwi na ayɛ

15 a ne nyinaa tenten yɛ anammɔn aduanan enum na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia kataa Ntomadan no so.

16 Besaleel kekaa saa nkatasoɔ yi enum sisii animu ma ɛyɛɛ bamma tenten baako ɛnna ɔsane de afoforɔ nsia sisii animu maa ɛno nso yɛɛ bamma tenten baako.

17 Afei, ɔbobɔɔ nkantankorowa aduonum wɔ emu biara ano

18 ɛnna ɔyɛɛ kɔbere nkɔtɔkorɔ aduonum de koakoaa nkantankorowa no, sɛdeɛ ɛbɛma nkataho no bɛkyere pintinn.

19 Wɔsiesiee nneɛma ahodoɔ mmienu de kataa ɛdan no so. Deɛ ɛdi ɛkan no yɛ odwennini wedeɛ a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu yɛ abirekyie wedeɛ a ɛsɔ.

20 Wɔde okuo yɛɛ ntaaboo de twaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho.

21 Taaboo biara ɔsorokɔ no yɛ anammɔn dunum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn mmienu ne kakra.

22 Nkɔtɔkorɔ mmienu wɔ taaboo biara ase, na taaboo biara yɛ pɛ.

23 Na Ahyiaeɛ Ntomadan no ntaaboo aduonu kyerɛ nʼanafoɔ

24 a wɔn ase sisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so. Nsisisoɔ no mmienu mmienu hyehyɛ taaboo biara ase.

25 Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam nso, na wɔde ntaaboo aduonu atwa ho

26 a ɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so a taaboo baako bɛsi nsisisoɔ mmienu so.

27 Ahyiaeɛ Ntomadan no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no yɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo nsia na ɛtwa ho,

28 ɛnna ne twɛtwɛwa biara so nso, ntaaboo mmienu sisi.

29 Wɔde nkɔtɔkorɔ bɛsosɔ ntaaboo mmienu no soro ne ne fam.

30 Enti, ntaaboo nwɔtwe na wɔde bɛyɛ ɛdan no fa hɔ a wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ dunsia so. Taaboo biara bɛfa nsisisoɔ mmienu.

31 Afei, ɔyɛɛ okuo nnua bi de beabeaa ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no enum kɔ ntaaboo no fa baako.

32 Wɔyɛɛ afoforɔ enum nso kɔɔ ɛfa baako. Na mmeamu nnua no enum nso bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntomadan no akyi, a ani kyerɛ atɔeɛ fam no.

33 Wɔbɔɔ mmeamu dua baako de bɔɔ ntaaboo no mfimfini. Wɔde twaa mu firi tire kɔkaa tire.

34 Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ntaaboo no ho, na wɔde sikakɔkɔɔ nkawa asosɔ mmeamu nnua no mu ama no agyina. Na sikakɔkɔɔ dura mmeamu nnua no nso ho.

35 Wɔde ntoma pa a ɛyɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu fɛfɛɛfɛ na ayɛ ntwamutam wɔ Ntomadan no mu.

36 Na wɔyɛɛ okuo nnua fadum ɛnan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho ne sikakɔkɔɔ nsosɔmu ɛnan maa ntwamutam no. Na fadum ɛnan no mu biara si dwetɛ nnyinasoɔ ɛnan so.

37 Afei, wɔyɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nkatanimu. Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ a wɔde tuntum, bibire ne koogyan adi mu adwini na ɛyɛeɛ.

38 Wɔde nkɔtɔkorɔ enum na asosɔ saa nkatanimu yi de akyekyere nnua enum no. Nnua no ne ɛho nneɛma ne mpomma no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura ho na ne nnyinasoɔ enum no nso, wɔde kɔbere na ɛyɛeɛ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/36-34ad6d70ebf23a4523af338b7080a7e6.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 37

Apam Adaka No Yɛ

1 Afei, Besaleel yɛɛ Apam Adaka no. Ɔde okuo na ɛyɛeɛ. Na ne tenten yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa ɛnna ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa.

2 Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ɛho ne emu nyinaa ɛnna wɔde sikakɔkɔɔ hankra twaa ho hyiaeɛ.

3 Na wɔde sikakɔkɔɔ nkawa ahyehyɛ ne nan ɛnan no ho, a nkawa mmienu wɔ ɛfa baako na mmienu a aka no nso wɔ ɛfa baako.

4 Ɔsenee okuo nnua bi de sikakɔkɔɔ duraa ho.

5 Ɛnna wɔde nnua no hyehyɛɛ adaka no nkyɛn nkawa no mu, na wɔde asoa.

6 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ mapa yɛɛ ne mmuasoɔ a wɔfrɛ no Mpata Dwa. Na ne ntentenemu yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa.

7 Ɔboroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ trawa de yɛɛ Kerubim mmienu ɛnna ɔde tetaree adaka no mmuasoɔ etire ne etire.

8 Wɔde Kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafoɔ, na ɛne adaka no nkatasoɔ no yɛɛ mua.

9 Na Kerubim no di nhwɛanimu a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ Mpata Dwa no na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu akata so.

10 Afei, ɔde okuo yɛɛ ɛpono a ne tenten yɛ anammɔn mmiɛnsa; ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn baako ne fa ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmienu ne fa.

11 Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho, ɛnna wɔayɛ ɛho sika hankra ahyia.

12 Wɔyɛɛ adaka no ho mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa ɛnan twaa ɛpono no ntɛntɛnoa ho hyiaeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ hankra faa ho.

13 Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa ɛnan na ɔde hyehyɛɛ ɛpono no nan ɛnan no nyinaa ase.

14 Ɔde nnua no hyehyɛɛ saa nkawa no mu a wɔde bɛpagya ɛpono no asoa.

15 Ɔde okuo nnua a ɔde sikakɔkɔɔ agu ho yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa.

16 Ɔde sikakɔkɔɔ amapa yɛɛ nwowaa, nsukuruwa ne nkoraa. Saa nneɛma yi na wɔde bɛdi ahwiesa afɔrebɔ ho dwuma.

17 Bio, ɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ kaneadua. Ne nnyinasoɔ, nʼabaa, deɛ wɔde nkanea no hyehyɛ mu ne nhwiren a wɔde siesiee no nyinaa bom yɛ adeɛ fua.

18 Kaneadua no wɔ nkorabata nsia a mmiɛnsa wɔ ɛfa na mmiɛnsa nso wɔ ɛfa.

19 Wɔde nhwiren mmiɛnsa siesiee nkorabata biara ho.

20 Na saa ara nso na kaneadua no, wɔadi nhwiren a ɛyɛ fɛ bi adwini de asiesie no.

21 Nhwiren no bi wɔ ne dua no ase wɔ nkorabata mmienu biara ase. Afei, nhwiren no bi wɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ aseɛ no ase, ɛnna ebi nso wɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ ɔsoro no so. Ne nyinaa yɛ nsia.

22 Deɛ wɔde siesiee kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa yɛ adeɛ fua a sikakɔkɔɔ amapa a wɔaboro na wɔde yɛeɛ.

23 Afei, ɔyɛɛ nkanea nson, adaban akapɛ, ne apaawa. Ne nyinaa wɔde sikakɔkɔɔ amapa na ɛyɛeɛ.

24 Na kaneadua no ne ɛho nneɛma mu duru yɛ kilogram aduasa ɛnan a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ.

25 Wɔde okuo na ɛyɛɛ aduhwam afɔrebukyia no. Wɔyɛɛ no ahinanan a ne fa biara susu nsateakwaa dunwɔtwe. Na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmiɛnsa a mmɛn a ɛtuatua ne ntweaso ntweaso no nso nyinaa ka bom ma ɛyɛ adeɛ fua.

26 Ɔde sikakɔkɔɔ kataa ne soro, ne nkyɛn ne mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no nyinaa. Na ɔde sikakɔkɔɔ ntotoano twaa afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ.

27 Na ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu de bobɔɔ afɔrebukyia no afanu nkyɛn mu wɔ aseɛ hɔ a wɔde nnua a wɔde bɛsoa no bɛwurawura mu.

28 Nnua a na wɔde soa no yɛ okuo nnua a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.

29 Ɔfaa nnuhwamyɛfoɔ mu abenfoɔ ɛkwan so yɛɛ srango kronkron a wɔde sra asɔfoɔ ne ɔhyeɛ nnuhwam nso.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/37-784fb31fa83094eb1f05c2e9631c5eb8.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 38

Ɔhyeɛ Afɔdeɛ Afɔrebukyia

1 Ɔhyeɛ afɔrebukyia no nso, okuo na wɔde yɛeɛ. Wɔyii no ahinanan a ne fa biara susu anammɔn nson ne fa na ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn ɛnan ne fa.

2 Ne ntweaso ɛnan no nyinaa na mmɛn tuatua ho a ne nyinaa ka bom ma ɛyɛ adeɛ fua a wɔde kɔbere adura ho.

3 Wɔyɛɛ afɔrebukyia no ho nneɛma te sɛ nkukuo, sofi, atam, adinam ne nkyɛnsee a wɔbɛnoa mu de kaa ho.

4 Afei, ɔde kɔbere nwonoo afɔrebukyia no ho otwidadeɛ a ɛte sɛ atena de sii adaka a ɛbɛdeda egya adaka no mfimfini.

5 Wɔde nkawa ɛnan ɛnan sensɛnee otwidadeɛ no fa biara a wɔde nnua a wɔde bɛsoa no hyehyɛɛ mu.

6 Okuo nnua a wɔde kɔbere adura ho na wɔde yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa.

7 Wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛɛ nkawa no a ɛbobɔ afɔrebukyia no nkyɛn no mu. Ntaaboɔ na wɔde yɛeɛ. Na emu da ɛkwan nso.

8 Wɔde kɔbere a wɔatwa afiri kɔbere ahwehwɛ a mmaa a wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no de kyɛeɛ no na ɛyɛɛ adeɛ a wɔsi mu nneɛma ne ne ntaaseɛ no.

9 Afei, wɔyɛɛ adihɔ. Fasuo a ɛwɔ nʼanafoɔ no, na ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum a wɔde nnurahotam a wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ na ɛyɛeɛ.

10 Nnua aduonu a ɛsisi kɔbere nnyinasoɔ aduonu mu na ɛsosɔ mu. Dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne dwetɛ ntweaa a ɛfomfam dwetɛ afadum no ho no nso sosɔ nsɛnanimu no mu.

11 Na atifi ɔfasuo no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum a kɔbere nnua aduonu ne ne nnyinasoɔ a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho.

12 Atɔeɛ fam ɔfasuo no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum. Wɔde nnurahotam na ɛyɛɛ ɔfasuo no. Nnua edu, ne nnyinasoɔ ne dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne ntweaa na na ɛma saa ɔfasuo no gyina.

13 Apueeɛ fam nso, na ne trɛ yɛ anammɔn aduɔson enum.

14 Na adihɔ hɔ ɛkwan no wɔ apueeɛ fam a wɔde nkatanimu mmienu akata hɔ. Na nkatanimu a ɛwɔ nifa so no tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa. Na nnua mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasodeɛ mmiɛnsa mu na na ɛkura mu.

15 Na nkatanimu a ɛwɔ benkum so no nso tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa a nnua mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasodeɛ mmiɛnsa mu kura mu.

16 Asaawatam a ɛyɛ fɛ na wɔde nwonoo nnurahotam a wɔde twaa adihɔ hɔ no ho.

17 Na dua biara wɔ ne kɔbere nnyinasodeɛ, nanso ɛho nkɔtɔkorɔ ne mpomma no yɛ dwetɛ; nnua no atifi nyinaa na wɔde dwetɛ agu so na mpomma a wɔde bɛsosɔ nnurahotam no mu no nso, na ne nyinaa yɛ dwetɛ amapa.

18 Asaawatam a wɔde tuntum, bibire ne koogyan anwono mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adihɔ hɔ ɛkwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nson ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adihɔ hɔ afasuo no ho no.

19 Nnua ɛnan na na ɛsɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasodeɛ ɛnan a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ.

20 Nnadewa a wɔde sii Ahyiaeɛ Ntomadan no ne adihɔ hɔ no nyinaa yɛ kɔbere.

21 Yei ne ɛkwan a wɔfaa so sii Ahyiaeɛ Ntomadan a wɔde Apam Adaka no bɛsi mu no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Lewifoɔ no bɛtumi ayɛ wɔn asɔfodwuma. Ɛkwan a Mose kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa so nsi no ara so na wɔfaeɛ. Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔhwɛɛ dwumadie no so.

22 Na Hur ba Uri ba Besaleel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ Mose nyinaa.

23 Ne ɔboafoɔ ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ɔfiri Dan abusua mu ba. Na ɔno nso yɛ odwumfoɔ a ɔtumi twa atwerɛ gu nneɛma mu. Afei na ɔyɛ adenwonofoɔ a ɔtumi de asaawatam tuntum, bibire ne koogyan di adwini gu ntoma mu.

24 Nnipa no de sikakɔkɔɔ kilogram apem baeɛ. Wɔde ne nyinaa nso yɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ho adwuma.

25 Dwetɛ a asafo no mu nnipa no de baeɛ yɛ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan (3,400).

26 Saa dwetɛ yi firi ɛtoɔ a wɔtwa maa mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ a wɔkan wɔn no. Wɔgye firii mmarima mpem ahansia ne mmiɛnsa, ahanum ne aduonum hɔ.

27 Kronkronbea hɔ nnyinasoɔ ɔha ne mpunan a ɛsosɔ ntwamutam no mu no bɛhia dwetɛ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan. Enti nnyinasoɔ biara bɛyɛ dwetɛ kilogram aduasa ɛnan.

28 Dwetɛ kilogram aduonu a ɛkaeɛ no nso, wɔde yɛɛ nnua no de bi duraa apampam, de bi yɛɛ mpomma no ne nkɔtɔkorɔ no.

29 Kɔbere mfrafraeɛ a wɔde baeɛ no nso, na ɛyɛ kilogram mpem mmienu ne ahanan (2,400).

30 Ɛno na wɔde yɛɛ adum no nnyinasoɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano. Ɛno bi ara na wɔde yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia, kɔbere mfrafraeɛ otwidadeɛ,

31 afɔrebukyia no so nneɛma, adum no nnyinasodeɛ a ɛkura nnurahotam a ɛtwa adihɔ no ho hyia no ne nnadewa a wɔde si Ahyiaeɛ Ntomadan no de yɛɛ adihɔ hɔ adwuma nyinaa.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/38-84db0edb2fc7316c4bb528af83edecb8.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 39

Asɔfotadeɛ

1 Nnipa no de ntoma tuntum, bibire ne koogyan a ɛyɛ fɛ pam asɔfotadeɛ maa asɔfoɔ no a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ. Saa ntadetam no ara bi na wɔde pam Aaron ntadeɛ kronkron no sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose no.

2 Wɔde asaawatam bi a wɔanwono afiri asaawa a wɔafira mu na wɔpam asɔfotadeɛ nkataseɛ no.

3 Besaleel boroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ trawa, ɛnna ɔtwitwaa no nteawanteawa sɛ ahoma na ɔde bobɔɔ ntoma tuntum, bibire ne koogyan no mu. Ɛyɛ nsaanoadwuma a ɛte apɔ yie.

4 Wɔde nhoma a wɔapam sosɔɔ nkataseɛ no mu firi aseɛ bɛsii mmati nhoma mmienu no mu.

5 Ɛnna wɔde abɔwomu no yɛɛ ntoma korɔ no ara bi. Na ɛyɛ nsaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan, sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose no.

6 Apopobibirieboɔ mmienu a wɔtwa de fomfamm mmati nhoma mmienu no a ɛsɔ asɔfotadeɛ no nkataseɛ no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ twerɛɛ Israelfoɔ mmusuakuo no nyinaa din guu so sɛdeɛ wɔtwerɛ nsateaa so kawa so no.

7 Saa aboɔdemmoɔ yi sisi asɔfotadeɛ no mmati so, na ɛyɛ nkaedeɛ de ma Awurade fa Israelfoɔ ho, na wɔyɛɛ ne nyinaa sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no ara pɛ.

8 Adaaboɔ no, wɔpamm no te sɛ asɔfotadeɛ a wɔde nwera amapa yɛeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ahoma ne asaawa tuntum, bibire ne koogyan anwene mu.

9 Ɛyɛ ntomasini bi a wɔatwa no ahinanan na ɛfa biara susu nsateakwaa nkron a wɔapam afam so ama ayɛ sɛ kotokuo

10 a aboɔdemmoɔ a wɔde asesa so nsesasoɔ nsesasoɔ ɛnan wɔ mu. Nsesasoɔ a ɛdi ɛkan no yɛ bogyanamboɔ, akarateboɔ ne ahahammonoboɔ.

11 Nsesasoɔ a ɛtɔ so mmienu no yɛ nsrammaboɔ, aboɔdemmoɔ ne dɛnkyɛmmoɔ.

12 Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ

13 ɛnna deɛ ɛtɔ so ɛnan no yɛ sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ a emu biara wɔde sikakɔkɔɔ atwa ho ahyia.

14 Wɔyɛɛ aboɔdemmoɔ no te sɛ nsɔanodeɛ bi twerɛɛ Israel mmusuakuo dumienu no din guu so.

15 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de adaaboɔ no asɔ asɔfotadeɛ no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ nkawa hyehyɛɛ asɔfotadeɛ no mmati ntaresoɔ mmienu no so.

16 Wɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu de hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwɛtwɛaso soro.

17 Wɔde sikakɔkɔɔ nhoma mmienu no hyehyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa a ɛwɔ adaaboɔ no mu no.

18 Wɔbɛkyekyere nhoma mmienu no ti de abobɔ sikakɔkɔɔ no a ɛbɔ asɔfotadeɛ no abatiri so no mu.

19 Wɔde sikakɔkɔɔ nkawa mmienu nso hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwea mmienu no so a ɛgu asɔfotadeɛ no so pɛɛ.

20 Wɔde sikakɔkɔɔ nkawa mmienu sosɔɔ asɔfotadeɛ no mmati ntaresoɔ no mu ma ɛbɛnee abɔwomu a wɔanwono no fɛfɛɛfɛ ne asɔfotadeɛ no ahyiaeɛ so.

21 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na adaaboɔ no bɛgyina pɛpɛɛpɛ wɔ abɔwomu fɛfɛ no so enti, wɔde ntoma tuntum kyekyeree nkawa a ɛsosɔ adaaboɔ no ne asɔfotadeɛ no mu. Yeinom nyinaa, Awurade na ɔhyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ.

22 Asɔfotadeɛ no fa kɛseɛ no ara deɛ, wɔde ntoma tuntum na ɛnwonoeɛ

23 na wɔtwaa mfimfini tokuro pempam bi faa so maa ano no yɛɛ den sɛdeɛ wɔhyɛ a ɛrentete.

24 Na wɔde bibire ne ateaa a ɛberedum ne koogyan a wɔafira yɛɛ biribi te sɛ ateaa aba de sensɛnee batakari no ase mmuano no ano.

25 Na wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nnɔnnɔmma na wɔde biribi te sɛ ateaa aba no hyehyɛɛ ntam ne ntam wɔ batakari no ase mmuano no ano de twaa ho hyiaeɛ.

26 Sɛ Aaron hyɛ asɔfotadeɛ yi a wɔde sikakɔkɔɔ nnɔmma ne ateaa aba agu ano a, na ɛkyerɛ sɛ ɔrekɔsom Awurade sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.

27 Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ pam asɔfotadeɛ no bi maa Aaron ne ne mmammarima.

28 Wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ na ɛpam adaaboɔ, abotire, ɛkyɛ ne nhyɛasetam ahodoɔ no.

29 Bio, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ na ɛpam abɔwomu no na wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan dii mu adwini sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.

30 Na afei, wɔboroo sikakɔkɔɔ amapa ma ɛyɛɛ trawa sɛ prɛte a wɔatwerɛ so:

Kronkron Ma Awurade.

31 Wɔde ntoma tuntum na asina abɔnimu no abɔ abotire no mu sɛdeɛ Awurade kyerɛeɛ no.

32 Yei nyinaa akyi, wɔwiee Ahyiaeɛ Ntomadan no si sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnsi no no.

33 Afei, wɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no ne emu nneɛma nyinaa brɛɛ Mose:

Nkyerewa, nnyinasoɔ, mmeamu nnua, mpunan ne nsisisoɔ;

34 nnwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, abirekyie nhoma a wɔahyɛ, nsɛnanotam,

35 adaka no a Mmaransɛm Edu no wɔ mu ne nnua a wɔde soa Mpata Dwa no;

36 Ɛpono no ne ɛho nneɛma ne Hyiadan mu Burodo;

37 Sika nkaneadua ne nʼakanea, ɛho nneɛma ne ngo

38 Sikakɔkɔɔ afɔrebukyia, srango, aduhwam ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nsɛnanotam;

39 Kɔbere afɔrebukyia, kɔbere otwidadeɛ, nnua no ne ɛho nneɛma,

deɛ wɔsi mu nneɛma ne ne ntaamu;

40 ntwahotam a wɔde twa adihɔ hɔ ɔfasuo ho, ne ɛho nnua a ɛsosɔ mu,

nnyinasodeɛ ne ntwahotam a ɛwɔ adihɔ ɛpono ano,

ntampehoma ne nnadewa ne biribiara a wɔde boaa Ahyiaeɛ Ntomadan no sie.

41 Wɔde asɔfotadeɛ a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛeɛ. Afei, wɔde Aaron asɔfotadeɛ kronkron no nso ne ne mmammarima deɛ a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.

42 Enti, Israelfoɔ no dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa so.

43 Na Mose hwɛɛ nnwuma no nyinaa hunuu sɛ biribiara ntɔ kyema wɔ ho no, ɔhyiraa wɔn, ɛfiri sɛ, sɛdeɛ Awurade kaeɛ no ara pɛ na wɔyɛeɛ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/39-a3b4c8938ad1e6ea5831dcafe19d83bc.mp3?version_id=2094—