Categories
2 Mose

2 Mose 20

Mmaransɛm Edu No

1 Afei, Onyankopɔn kaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn:

2 “Mene Awurade, mo Onyankopɔn a meyii mo firii nkoasom mu wɔ Misraim no.

3 “Monnsom onyame foforɔ biara nnka me ho.

4 Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ adeɛ a ɛwɔ ewiem, anaa deɛ ɛwɔ asase so, anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu, anaa deɛ ɛwɔ asase ase.

5 Monnkoto ohoni biara nsom no ɛkwan biara so, na me, Awurade mo Onyankopɔn, meyɛ ninkunfoɔ. Na me ne onyame foforɔ bi nkyɛ mo dɔ a modɔ me no. Na sɛ nnipa bi bɔne a wayɛ enti metwe wɔn aso a, metwe wɔn aso kɔsi wɔn awontoatoasoɔ a wɔtan me no nyinaa so.

6 Na medɔ awoɔ ntoatoasoɔ mpem a wɔdɔ me na wɔdi mʼahyɛdeɛ so.

7 Mommmɔ Awurade Onyankopɔn din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, ɔbɛbu mo fɔ.

8 Monkae homeda na monni no sɛ ɛda kronkron.

9 Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa,

10 na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma Awurade Onyankopɔn. Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmammarima, mo mmabaa anaa mo asomfoɔ anaa mo anantwie anaa mo ahɔhoɔ yɛ adwuma biara.

11 Ɛfiri sɛ, Awurade de nna nsia na ɛbɔɔ ɛsoro, asase ne ɛpo ne biribiara a ɛwɔ ne nyinaa mu, ɛnna ɔhomee ne nnanson so; enti ɔhyiraa homeda no so sɛ wɔmfa nhome.

12 Di wʼagya ne wo maame ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Onyankopɔn, de bɛma wo no.

13 Nni awu.

14 Nsɛe awadeɛ.

15 Mmɔ korɔno.

16 Nni adansekurumu.

17 Mma wʼani mmerɛ wo yɔnko fie anaa ne yere anaa nʼasomfoɔ anaa nʼanantwie anaa ne mfunumu anaa biribiara a ɛyɛ ne dea.”

18 Nnipa no nyinaa hunuu ayerɛmo ne wisie kumɔnn wɔ bepɔ no so. Wɔtee aprannaa ne totorobɛnto nne a ɛyɛ hu a ɛrebɔ dendeenden. Enti, wɔte gyinaeɛ a ehu ama wɔn ho rewoso.

19 Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn, na yɛbɛtie. Na mma Onyankopɔn ankasa nkasa nkyerɛ yɛn na yɛanwuwu.”

20 Mose nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔda ne tumi adi kyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, mobɛsuro sɛ mobɛyɛ bɔne atia no.”

21 Nanso, nnipa no tee wɔn ho gyinaa akyirikyiri baabi. Mose deɛ, ɔwuraa esum kabii no mu kɔɔ baabi a Onyankopɔn wɔ hɔ.

Afɔrebukyia No Ho Mmara

22 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka saa asɛm yi kyerɛ Israelfoɔ no. ‘Modi ho adanseɛ nokorɛm sɛ, mefiri soro ada me pɛ adi akyerɛ mo.

23 Monkae sɛ ɛnsɛ sɛ moyɛ anaa mosom ahoni a wɔde sika anaa dwetɛ anaa biribi foforɔ ayɛ.

24 “ ‘Dɔteɛ afɔrebukyia na monyɛ mma me. Ɛso na mommɔ mo afɔdeɛ mma me. Mo ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a mode nnwan ne anantwie bɔ no nyinaa mommɔ mma me. Baabi a mɛkyerɛ mo sɛ monsi afɔrebukyia no na monsi na mɛba hɔ abɛhyira mo.

25 Motumi de aboɔ nso si afɔrebukyia, nanso aboɔ a wɔntwaeɛ na momfa nsi. Sɛ mode afidie bi twa aboɔ no di no adwini a, ɛnyɛ sɛ wɔde si, ɛfiri sɛ, moagu ho fi.

26 Monnyɛ atrapoe mma afɔrebukyia no anyɛ saa a, obi bɛhwɛ mo ntadeɛ ase ahunu mo adagya mu.’

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/20-9cbf9e3619b1eb3aa90a8bc1c1e554c1.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 21

1 “Mmara no nkaeɛ a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn no nie:

Nkoa Ho Mmara

2 “Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ma no nsom wo mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, gyaa no na ɔnkɔ ne baabi kwa a ɔntua hwee.

3 Sɛ ɔbɛyɛɛ wʼakoa no na ɔyɛ osigyani na sɛ akyire no ɔware a, ɔno nko ara na sɛ mfeɛ nson no duru a ɔbɛkɔ. Na sɛ nso na waware ansa na ɔrebɛyɛ akoa deɛ a, ɔne ne yere no na ɛbɛkɔ.

4 Sɛ nso ne wura no na ɔmaa no ɔbaa wareeɛ wɔ ne nkoasom no mu, na sɛ wɔwo mmammarima ne mmammaa a, ɔyere ne mma no bɛyɛ owura no dea na okunu no akɔ ne baabi.

5 “Na sɛ ɔbarima no pae mu ka sɛ ‘Mepɛ me wura ne me yere ne me mma asɛm enti merenkɔ’ a,

6 ne wura no de no bɛba atemmufoɔ anim na wɔde fitiiɛ afiti nʼasom badwa mu na watena ne wura no nkyɛn sɛ akoa afebɔɔ.

7 “Sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa sɛ afenaa a, mfeɛ nsia no duru a, wɔrennyaa no sɛdeɛ wɔgyaa mmarima nkoa no.

8 Sɛ ne som no nsɔ onipa a ɔtɔɔ no no ani a, onipa ko a ɔtɔn no no wɔ ho ɛkwan sɛ ɔsane bɛtɔ no bio. Nanso afenaa no wura no nni ho ɛkwan sɛ ɔtɔn no ma ɔnanani biara, ɛfiri sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, na wabu ɔtɔn no ho nhyehyɛeɛ so.

9 Na sɛ afenaawura no de afenaa no ma ne babarima aware a, afenaa no bɛyɛ owura no babaa.

10 Sɛ ɔno ara ankasa ware no na ɔsane ware foforɔ a, ɛnsɛ sɛ ɔte nʼaduane ne ntoma a ɔde ma no no so; na ɛnsɛ sɛ ɔkame no nna sɛ ɔyere.

11 Na sɛ wantumi anni saa ahyɛdeɛ mmiɛnsa yi so a, afenaa a ɔyɛ ɔyere no tumi kɔ kwa a ɔntua sika biara.

Awudie Ho Mmara

12 “Obiara a ɔbɛbɔ obi akum no no, wɔbɛkum no bi.

13 Sɛ ɛyɛ asiane a ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a wanhyɛ da a, mɛkyerɛ onii no baabi a ɔnnwane nkɔhinta.

14 Sɛ obi boapa taataa ɔfoforɔ so pɛ sɛ ɔkum no a, onii no gyina afɔrebukyia anim koraa a, montwe no nkɔkum no.

15 “Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame no, kum na ɛsɛ sɛ wɔkum no.

16 “Obi a ɔwia onipa no, sɛ wɔkyere no sɛ saa onipa no wɔ ne nsam anaasɛ watɔn no a, wɔnkum no.

17 “Deɛ ɔdome nʼagya anaa ne maame no, kum na ɛsɛ sɛ wɔkum no.

Akasakasa Ne Ntɔkwa Ho Mmara

18 “Sɛ mmarima baanu reko na wɔn mu baako de ɛboɔ anaa kuturuku bɔ ɔbaako no pira no, na wanwu, nanso ɛka no to mpa so,

19 na akyire no, ɔtumi sɔre nante na mpo sɛ ɔtɔ ne nan so a, ɔbarima a ɔbɔɔ ne yɔnko no di bem, nanso ɔbaako no berɛ a wasɛe no no, ɔbɛtua ho sika ama no, asane atua nʼayaresa ka nyinaa kɔsi sɛ ne ho bɛtɔ no.

20 “Sɛ obi hwe nʼakoa anaa nʼafenawa ma no wu a, ɛsɛ sɛ wɔtwe nʼaso.

21 Nanso, sɛ nna bi akyi akoa no anwu a, ɛnneɛ, owura no renkɔ asotwe biara mu, ɛfiri sɛ, akoa no yɛ nʼagyapadeɛ.

22 “Sɛ mmarima baanu reko na ɔko no mu wɔpira ɔpemfoɔ ma ɔpɔn, nanso wanwu a, wɔbɛbɔ ɔbarima a ɔpiraa no no ka biara a ɔpemfoɔ no kunu de bɛto atemmufoɔ anim ama wɔapene so no.

23 Na sɛ opira no mu no, ɔbaa no nam so wu a, wɔnkum saa ɔbarima no.

24 Sɛ ɔpemfoɔ no pira nʼani a, pira ɔbarima no nso ani; sɛ ne se tu a, tu ne deɛ bi. Nsa nsi nsa anan, ɛnan nsi ɛnan anan,

25 ɔhyeɛ nsi ɔhyeɛ anan, apirakuro nsi apirakuro anan na ntampeɛ nsi ntampeɛ anan.

26 “Sɛ ɔbarima bi bɔ nʼakoa anaa nʼafenawa ani so ma nʼani bɔ a, ɛsiane nʼani no enti, ɛsɛ sɛ akoa anaa afenaa no kɔ ne baabi kwa.

27 Sɛ owura tu nʼakoa se a, ne se no enti, ɔmma no nkɔ ne baabi.

28 “Sɛ nantwie pem ɔbaa anaa ɔbarima ma no wu a, wɔnsi nantwie no aboɔ. Wɔnnwe ne nam no. Ne wura no nso, obiara mmfa ne nsa nka no,

29 gye sɛ wɔate sɛ mmerɛ bi a atwam no, nantwie no pempem nnipa ma wɔabɔ ne wura no amaneɛ a ɔnka ho hwee; sɛ ɛba saa na sɛ ɔkum obi a, wɔnsi nantwie no aboɔ na ne wura no nso, wɔnkum no.

30 Sɛ nso owufoɔ no abusuafoɔ pɛ a, wɔbɛbɔ nantwiewura no ka. Atemmufoɔ na wɔbɛkyerɛ ɛka no ano.

31 Mmara korɔ no ara kyere nantwie a ɔbɛpem abarimaa anaa abaayewa.

32 Na sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, wɔbɛma akoa anaa afenaa no wura dwetɛ gram ahasa ne aduanan mmienu (342), na wɔasi nantwie no aboɔ.

33 “Sɛ ɔbarima bi tu abura, na wankata so, na nantwie anaa afunumu kɔtɔ mu a,

34 ɛka biara a aboa no wura bɛbɔ abura no wura no, ɛsɛ sɛ abura wura no tua na ɔfa aboa a wawu no.

35 “Sɛ ɔbarima bi nantwie pira nantwie foforɔ na sɛ ɔwu a, mmoawuranom baanu no bɛtɔn aboa a ɔnwuiɛ no na wɔakyɛ sika no mu. Wɔn mu biara nso bɛfa aboa a wawu no fa.

36 Na sɛ aboa no pempem dada na sɛ ne wura no abu nʼani agu so deɛ a, ɛnneɛ, sika mu kyɛ biara remma; na mmom, ɔbarima a ne nantwie wɔ hɔ no bɛtua nantwie a wawu no ho ka nyinaa na wafa no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/21-c762eae5f4be667ed3338083de1189e6.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 22

Agyapadeɛ Ho Banbɔ

1 “Sɛ obi kɔwia nantwie anaa odwan na ɔkum no anaa ɔtɔn no a, ɔde anantwie enum bɛsi nantwie baako ananmu. Na ɔde nnwan ɛnan asi odwan baako biara ananmu.

2 “Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ sɛ ɔrebu efie bi awura mu na wɔkum no a, deɛ ɔkumm no no nni fɔ.

3 Na sɛ asɛm no si awia deɛ a, wɔmfa no sɛ ɛyɛ awudie enti onipa a ɔkumm ɔkorɔmfoɔ no di fɔ.

“Sɛ mokyere ɔkorɔmfoɔ bi a, momma ɔntua nneɛma a wawia no nyinaa ho ka na sɛ wantumi antua a, montɔn no sɛ akoa mfa no ntua ɛka no.

4 Sɛ mokyere no sɛ ɔrewia nantwie anaa afunumu anaa odwan a ɔnwuiɛ anaa biribi foforɔ bi a, mommɔ no dekodeɛ a ɔwiaeɛ no ho ka mpemanim.

5 “Sɛ obi boapa gyaa nʼaboa ma ɔkɔ obi afuom kɔdidi hɔ, sɛe afudeɛ a, ɔmfa ɔno ara nʼafudeɛ mu deɛ ɛsɔ ani pa ara no mmɛtua ka.

6 “Sɛ obi rehye nʼafuo, na ogya no tra kɔtɔ ɔfoforɔ afuo mu, hye, sɛe nʼafudeɛ a, deɛ ɔsɔɔ ogya no bɛtua afudeɛ a asɛe no nyinaa ho ka.

7 “Sɛ obi ma ɔfoforɔ sika anaa ade foforɔ bi sɛ ɔmfa nsie ma no na wɔwia na sɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ no a, ɔbɛtua no mpemanim.

8 Na sɛ wɔankyere ɔkorɔmfoɔ no a, wɔde onipa a wɔde agyapadeɛ no hyɛɛ ne nsa no bɛba Onyankopɔn anim abɛhwehwɛ sɛ nʼankasa na ɔwiaa ne yɔnko no anaasɛ ɛnyɛ ɔno.

9 Sɛ ɛba sɛ nantwie, afunumu, odwan, ntoma anaa biribi foforɔ bi yera na deɛ nʼadeɛ ayera no de nʼani kari obi sɛ ɔno na wafa dekodeɛ no, na onii no sane sɛ ɛnyɛ ɔno na wafa a, ɛsɛ sɛ wɔde nnipa baanu no nyinaa ba Onyankopɔn anim ma ɔhwehwɛ mu. Ɔhwehwɛ mu na deɛ ɔbɛdi fɔ no, ɔbɛtua adeɛ a ɛyeraeɛ no ho ka mmɔho mmienu ama ɔbaako no.

10 “Sɛ obi de afunumu, nantwie, odwan anaa aboa foforɔ bi ma ne yɔnko bi ayɛn na aboa no wu anaa ɔpira anaa ɔdwane na sɛ obi anhunu ammɛka a,

11 ɛsɛ sɛ deɛ ɔgyee aboa no ayɛn no ka ntam wɔ Awurade anim sɛ ɛnyɛ ɔno na wawia aboa no na deɛ ne dea no gye to mu a, ɔnnye biribiara nsi ananmu.

12 Nanso, sɛ wia na wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no wɔ ne nkyɛn deɛ a, na ɛsɛ sɛ sohwɛfoɔ a wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no firii ne nkyɛn no tua ne wura no ka.

13 Sɛ akekaboa na ɔkumm no a, ɛsɛ sɛ ɔde aboa no funu ba bɛkyerɛ. Ɔyɛ no saa a, ɔrentua ho ka biara.

14 “Sɛ obi fɛm aboa bi anaa biribi foforɔ bi firi ne yɔnko nkyɛn na sɛ aboa no wu anaa ɔpira ɛberɛ a ne wura no nni hɔ a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔfɛm saa aboa no tua ka.

15 Na sɛ ne wura no wɔ hɔ deɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔfɛmfoɔ no tua ka, ɛfiri sɛ, wɔbuu yei nyinaa fraa ɔfɛm no ho akatua mu.

Abrabɔ Ho Mmara

16 “Sɛ ɔbarima bi kɔdaadaa abaayewa bi a ɔnyɛɛ ne ho adeɛ na ɔne no da a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho adeɛ na ɔware no.

17 Sɛ abaayewa no agya se ɔmpene awadeɛ no so a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua ne tiri sika.

18 “Monkum mmaa nkonyaayifoɔ.

19 “Ɔbarima biara a ɔbɛfa aboa bi no, wɔnkum no.

20 “Obiara a ɔbɛfiri Awurade akyiri abɔ onyame foforɔ bi afɔdeɛ no, wɔnkum no.

21 “Monnhyɛ ɔhɔhoɔ aniɛyaadeɛ ɛkwan biara so; na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so.

22 “Monnsisi akunafoɔ anaa nwisiaa;

23 na sɛ moyɛ saa na wɔsu frɛ me a, mɛgye wɔn so.

24 Mede mʼabufuo bɛtia mo na mama atamfoɔ dɔm akum mo na mo yerenom nso adane akunafoɔ ama mo mma nso ayɛ nwisiaa bi.

25 “Sɛ wobɔ wo yɔnko Hebrini bosea a, nnye ho mfɛntom biara.

26 Sɛ wogye ne ntoma de si awowa a, anadwo no ara, fa nʼadeɛ kɔma no.

27 Ɛfiri sɛ, ebia na ntoma a ɔwɔ de kata ne ho de ka ne ho hye ara ne no; woagye yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada? Sɛ woamfa ankɔma no na sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie na mahunu no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, meyɛ mmɔborɔhunufoɔ.

28 “Monnkasa ntia Onyankopɔn na monnome aban mu mpanimfoɔ anaa mo atemmufoɔ anaa wɔn a wɔdi mo so.

29 “Momfa mo nnɔbaeɛ mu nkyɛ mu edu mu baako mmrɛ me ntɛm so.

“Saa ara nso na montua mo mmakan mmarima nkwagyeɛ ho ka no.

30 Ma wo nantwie anaa wo dwan abakan no ne ne maame ntena nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no brɛ me.

31 “Esiane sɛ moyɛ kronkron ma me enti, monnwe aboa biara a akekaboa akyere no akum no. Monnya ne funu no ma nkraman mmɛwe.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/22-bc92987a5378e80b41b6f5ab32adfb99.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 23

Atɛntenenee Ho Mmara

1 “Nkeka nkontomposɛm. Wo ne ɔbɔnefoɔ nni nsawɔsoɔ, na woanni adansekurumu.

2 “Mfa wo ho nhyehyɛ nnipadɔm bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bɔne mu. Sɛ woredi adanseɛ a, nhwɛ nnipa dodoɔ bi so nni mma wɔn.

3 Nka sɛ obi yɛ ohiani enti wobɛdi adanseɛ ama no.

4 “Sɛ wohunu wo ɔtamfoɔ nantwie anaa nʼafunumu a wayera a, kyere no kɔma ne wura no.

5 Sɛ wokɔto sɛ wo ɔtamfoɔ repagya nʼafunumu agyina ne nan so wɔ adesoa duruduru ase a, ntwa ne ho nkɔ. Boa no.

6 “Sɛ obi yɛ ohiani a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu tia no.

7 Mfa asɛm a wonhunuiɛ nto obi so; mma wɔnkum obi a ɔnyɛɛ bɔne biara. Merempene so saa.

8 “Nnye adanmudeɛ na adanmudegyeɛ fira onipa ani. Adanmudegyeɛ fira anyansafoɔ ani ma wɔsi gyinaeɛ de tia onyamesuroni asɛm.

9 “Nhyɛ ahɔhoɔ so; wonim sɛdeɛ woyɛ ɔmamfrani a ɛteɛ. Kae deɛ wohunuu wɔ Misraim asase so hɔ no.

Homeda Ho Mmara

10 “Dua na twa na ɛntoatoa so saa ara nkɔsi mfeɛ nsia.

11 Na mfeɛ nson so deɛ, ma asase no nna hɔ kwa na ma ahiafoɔ ntwa nnɔbaeɛ biara a ɛbɛnyini wɔ so no; nkaeɛ no, gya ma mmoa nwe. Wo bobe turo ne wo ngo dua turo hyɛ saa mmara yi ase.

12 “Nnansia na fa yɛ adwuma na home ne nnanson so. Yei bɛma wʼanantwie, wo mfunumu, wo fiefoɔ, wʼasomfoɔ ne wʼahɔhoɔ nso ahome.

13 “Monni nsɛm a maka yi nyinaa so na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ mobɔ onyame foforɔ biara din.

Afe Mu Afahyɛ Mmiɛnsa Ho Mmara

14 “Afe biara mu, monhyɛ fa mprɛnsa mfa nhyɛ me animuonyam.

15 “Deɛ ɛdi ɛkan no, monni Apiti Afahyɛ. Sɛ ɛduru so a, nnanson mu, obiara nni burodo a mmɔreka nni mu sɛdeɛ mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔbosome Abib mu, bosome a mode tu firii Misraim no mu.

“Ɛduru saa ɛberɛ no a, obiara mmrɛ me afɔrebɔdeɛ.

16 “Ɛno akyiri, Otwa Afahyɛ na ɛdi so. Saa afahyɛ yi duru so a, momfa mo aduanekan mmrɛ me.

“Deɛ ɛtwa toɔ yɛ afudeɛ anoboa afahyɛ a ɛsɛ sɛ wɔdi no ɔtwa berɛ no akyiri.

17 “Afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa yi mu nyinaa, ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ba Awurade Onyankopɔn anim.

18 “Mfa mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no mogya nka burodo a mmɔreka wɔ mu ho mma me.

“Saa ara nso na mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no sradeɛ no, mommma adeɛ nnkye so.

19 “Sɛ motwa mo mfudeɛ a, momfa otwakane mu nyiyimu a ɛsɔ ani mmrɛ me; wɔde bɛma Awurade mo Onyankopɔn.

“Nnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.

Onyankopɔn Banbɔ Ho Bɔhyɛ

20 “Meresoma ɔbɔfoɔ na wadi mo anim de mo akɔ asase a masiesie ama mo no so dwoodwoo.

21 Momfa anidie mma no na monni ne nsɛm so; monnsɔre ntia no, ɛfiri sɛ, ɔremfa mo amumuyɛ nkyɛ mo. Ɔyɛ mʼananmusini, na me din na ɛda ne so.

22 Na sɛ moto mo bo ase, na motie no, di me nsɛm nyinaa so a, mɛyɛ ɔtamfoɔ matia mo atamfoɔ.

23 Me ɔbɔfoɔ bɛdi mo anim de mo aba Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase so na moatena hɔ. Na mɛsɛe saa nnipa no nyinaa wɔ mo anim.

24 Monnsom anyame a saa aman yi som wɔn no bi, na mommmɔ afɔdeɛ mma wɔn ɛda biara da. Monnni saa abosonsomfoɔ yi akyi. Monni wɔn so na mommubu wɔn ahoni a ɛyɛ animguasedeɛ no ngu.

25 Mo Awurade, mo Onyankopɔn nko ara na monsom no. Na mɛhyira mo ama mo anya aduane ne nsuo na mɛyi nyarewa nyinaa afiri mo so.

26 Apɔn anaa abonini remma mo asase no so na mɛma mo nna amee mo.

27 “Awurade ho hu bɛka aman a mobɛdi wɔn so no so nnipa nyinaa na wɔadwane wɔ mo anim.

28 Mɛma kotokurodu abɛpam Hewifoɔ, Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ afiri mo anim.

29 Merenyɛ yeinom nyinaa afe baako pɛ mu na asase no annane ɛserɛ amma nkekaboa ammu amfa mo so.

30 Mɛpam wɔn nkakrankakra kɔsi sɛ mobɛdɔɔso, atumi ahyɛ asase no so ma.

31 “Mɛto mo ahyeɛ afiri Ɛpo Kɔkɔɔ no ano akɔsi Filistifoɔ mpoano na mede afiri ɛserɛ a ɛwɔ anafoɔ fam no so akɔsi Asuo Eufrate, na mɛma mo adi nnipa a wɔte asase no so no so, na moapam wɔn afiri mo anim.

32 Mo ne wɔn nnyɛ apam biara, na saa ara nso na mo ne wɔn anyame no nnyɛ biribiara.

33 Mommma wɔmmɛtena mo mu, ɛfiri sɛ, sɛ wɔbɛtena mo mu a, wɔde wɔn abosonsom no bɛsane mo na sɛ ɛba saa nso a, ɛbɛgu mo asu.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/23-fb3a5d643d548ac05442061e77cf1ecf.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 24

Israelfoɔ Gye Apam No To Mu

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wo ne Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson mforo mmra ha. Mo nyinaa, momma me ne mo ntam ntwe na monsom me.

2 Mose nko ara na ɔbɛbɛn Awurade; na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔaka no twe bɛn bepɔ no koraa.”

3 Mose kaa mmara a Awurade hyɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no ma wɔn nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Yɛbɛdi ne nyinaa so.”

4 Mose twerɛɛ Awurade mmara no nyinaa guu hɔ.

Adeɛ kyee anɔpa no, ɔsii afɔrebukyia wɔ bepɔ no ase. Ɔde adum dumienu twaa ho hyiaeɛ, ɛfiri sɛ, na Israel mmusuakuo no yɛ dumienu.

5 Afei, ɔsomaa mmabunu a wɔwɔ wɔn mu no bi sɛ wɔnkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ mma Awurade.

6 Mose sɔnee mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, ɛnna ɔtoo ɛfa a aka no petee afɔrebukyia no so.

7 Ɔkan nwoma a watwerɛ a ɛyɛ Apam Nwoma a Awurade akwankyerɛ ne ne mmara wɔ mu no kyerɛɛ nnipa no. Nnipa no bɔ gyee so bio sɛ, “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛdi mmara no nyinaa so.”

8 Afei, Mose de mogya a ɛwɔ nkankyee no mu no petee nnipa no so kaa sɛ, “Saa mogya yi hyɛ apam a mo ne Awurade apam ne mmara a ɔde ama mo no mu den.”

9 Afei Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson no foro kɔɔ bepɔ no so.

10 Wɔhunuu Israel Onyankopɔn. Na ne nan ntiasoɔ hyerɛn te sɛ aboɔdemmoɔ a ne hyerɛn te sɛ ɔsoro hyerɛn.

11 Ɛwom sɛ mpanimfoɔ no hunuu Onyankopɔn deɛ, nanso wansɛe wɔn. Nokorɛm, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim.

12 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Foro bra me nkyɛn wɔ bepɔ so ha na tena ha kɔsi sɛ mede mmaransɛm a matwerɛ agu ɛboɔ so no bɛma wo, na wonam so akyerɛkyerɛ nnipa no.”

13 Enti, Mose ne ne ɔboafoɔ Yosua foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔ no so.

14 Ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Montena ha ntwɛn yɛn kɔsi sɛ yɛbɛba. Merekɔ yi, sɛ asɛm bi kyere mo so a, monka nkyerɛ Aaron ne Hur.”

15 Mose foro kɔɔ bepɔ no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu.

16 Na Awurade animuonyam hyɛɛ Sinai bepɔ no so ma. Na omununkum sii bepɔ no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose firii omununkum no mu.

17 Wɔn a wɔwɔ bepɔ no ase no hunuu anwanwadeɛ no. Na Awurade animuonyam a ɛwɔ bepɔ no so no te sɛ ogya a ɛrederɛ.

18 Na Mose yeraa wɔ bepɔ no so wɔ omununkum no mu. Ɔdii bepɔ no so adaduanan.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/24-c6afef8650d9304f61f512b15c630e16.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 25

Hyiadan Afɔrebɔ

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, wɔmmɔ afɔdeɛ mma me.

3 “Saa nneɛma a ɛdidi so yi mu na wɔmfiri mmɔ me afɔdeɛ no:

“sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere,

4 ntoma tuntum, koogyan bibire tam; koogyan tam, serekye,

abirekyie ho nwi,

5 odwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, mmirekyie nwoma a wɔahyɛ,

okuo dua,

6 kanea ngo,

ɔsra ngo, nnuhwam a wɔhyeɛ,

7 apopobibirieboɔ, aboɔdemmoɔ a wɔde bɛtuatua asɔfotadeɛ ne adaaboɔ no mu.

8 “Mepɛ sɛ Israelfoɔ si asɔredan kronkron ma me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi atena wɔn mu.

9 Me fie no bɛyɛ ntomadan. Mɛkyerɛ mo ɛkwan a mepɛ sɛ mosi saa dan no ne sɛdeɛ mobɛsiesie mu na moagyina so asi.

Apam Adaka No Yɛbea

10 “Momfa okuo dua nyɛ Apam Adaka a ne ntentenemu yɛ basafa baako ne fa, ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn mmienu ne kakra na ne korɔn nso nyɛ anammɔn mmienu ne kakra.

11 Na momfa sikakɔkɔɔ mapa nnura ɛho ne emu nyinaa.

12 Momfa sikakɔkɔɔ nkawa ɛnan nhyehyɛ adaka no nan ɛnan no ho, wɔ fam pɛɛ. Ma nkawa no mmienu nkɔ ɛfa baako na mmienu a aka no nso nkɔ ɛfa.

13 Fa okuo sene mpoma, na fa sikakɔkɔɔ duradura ho,

14 na fa hyehyɛ nkawa no mu na wɔde apam adaka no asoa.

15 Monnyiyi nnua a wɔde soa adaka no mfiri nkawa no mu. Momma ɛnhyehyɛ mu afebɔɔ.

16 Mowie adaka no a, momfa ɛboɔ a matwerɛ Mmaransɛm Edu no agu so no nto mu.

17 “Momfa sikakɔkɔɔ nyɛ adaka no mmuasoɔ a wɔfrɛ no Mpata Dwa. Ne ntentenemu yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa. Ɛha ne beaeɛ a mobɛnya mo bɔne so ahummɔborɔ.

18 Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ Kerubim mmienu. Momfa ɔbaako nsi adaka no nkatasoɔ atifi na momfa ɔbaako nsi anafoɔ.

19 Fa Kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafoɔ na ɛne adaka no nkatasoɔ no nyɛ mua.

20 Kerubim a wɔyɛ abɔfoɔ no bɛdi nhwɛanimu a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ mpatadwa no na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu akata so.

21 Momfa ɛboɔ twerɛpono a mede bɛma mo no nto adaka no mu, na momfa ne ti no nkata so.

22 Na mɛhyia mo wɔ hɔ na makasa afiri mpata beaeɛ wɔ soro hɔ afa abɔfoɔ no ntam. Na adaka no mu na wɔbɛkora mʼapam no ho mmara. Ɛhɔ na mɛda me mmaransɛm a mode bɛma Israelfoɔ no adi akyerɛ mo.

Ɛpono No Yɛbea

23 “Momfa okuo dua nyɛ ɛpono a ne ntentenemu yɛ anammɔn mmiɛnsa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn baako ne fa na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmienu ne fa.

24 Momfa sikakɔkɔɔ nnura ho na momfa sikakɔkɔɔ hankra ntwa ho nhyia.

25 Yɛ adaka no ho mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa ɛnan twa ɛpono no ntɛntɛnoa ho hyia, na fa sikakɔkɔɔ hankra fa ho.

26 Yɛ sikakɔkɔɔ nkawa ɛnan na fa nkawa ɛnan no tuatua ne nan ɛnan no biara akyi

27 twɛtwɛwaso wɔ soro. Wɔde nnua no bɛhyehyɛ saa nkawa no mu na wɔde apagya ɛpono no asoa.

28 Fa okuo yɛ nnua no, na fa sikakɔkɔɔ dura ho.

29 Momfa sikakɔkɔɔ amapa nyɛ nwowaa, ntere, nhina ne nsatoa.

30 Ɛda biara, fa burodo to ɛpono no so wɔ mʼanim.

Kaneadua Yɛbea

31 “Momfa sikakɔkɔɔ a wɔaboro nyɛ kaneadua. Kaneadua no ase, nʼabaa, nkanea no nhwiren ne ɛho nsiesie no nyinaa nyɛ adeɛ baako.

32 Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no bɛnya nkorabata nsia a mmiɛnsa wɔ ɛfa na mmiɛnsa nso wɔ ɛfa.

33 Momfa nhwiren mmiɛnsa nsiesie nkorabata biara ho.

34 Na kaneadua no, momfa nhwiren a ɛyɛ fɛ nni adwini mfa nsiesie no.

35 Nhwiren no bi bɛwɔ ne dua no ase wɔ nkorabata mmienu biara ase. Afei, nhwiren no bi bɛwɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ aseɛ no ase, ɛnna ebi nso bɛwɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ ɔsoro no so.

36 Saa nneɛma a wɔde siesie kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa nyɛ adeɛ fua a wɔde sikakɔkɔɔ amapa a wɔaboro ayɛ.

37 “Monyɛ nkanea dua ntuatuaho nson wɔ kaneadua no ho wɔ ɛkwan bi so a ne hyerɛn no bɛto ne hann agu nʼanim.

38 Kanea ntomaban akapɛ no ne ne mpampaa no nso, momfa sikakɔkɔɔ amapa nyɛ.

39 Sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan na ɛho bɛhia sɛ mode yɛ kaneadua no ne ɛho nneɛma nyinaa.

40 Biribiara a mobɛyɛ no nso, monyɛ no pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ merekyerɛ mo wɔ bepɔ so ha yi no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/25-2fe70872844ada543b4026855ca3c0f9.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 26

Ahyiaeɛ Ntomadan Ho Nhyehyɛeɛ

1 “Fa asaawa a ɛyɛ fɛ a wɔafira yɛ nsɛnanotam edu a emu bi yɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu, na fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no.

2 Ɛsɛ sɛ nsɛnanotam edu no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan mmienu na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nsia.

3 Mompam saa ntoma no enum mmɔ mu ma ɛnyɛ baako. Enum a aka no nso, monyɛ no saa ara.

4 Momfa ntoma bibire bamma aduonum nwurawura ntoma no afa mmienu a ɛsensɛn hɔ no mu.

5 Ɛsɛ sɛ ɛfa biara, mobɔ nkantankorowa aduonum ma ɛdi nhwɛanimu.

6 Bɔ sikakɔkɔɔ nkɔtɔkorɔ aduonum na fa sosɔ nkantankorowa no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsɛnanotam ahodoɔ mmienu no bɛyɛ nsɛnanotam baako.

7 “Nsɛnanotam no akyi no, momfa ntoma nkatasoɔ dubaako a wɔde mmirekyie nwi ayɛ mfa mmɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no so.

8 Ntoma nkatasoɔ dubaako no nyinaa tenten ne ne tɛtrɛtɛ nyɛ pɛpɛɛpɛ. Ne tenten nyɛ anammɔn aduanan enum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn nsia.

9 Ka saa nkatasoɔ enum yi sisi anim ma ɛnyɛ adeɛ tɛtrɛtɛ baako; na fa nsia a aka no bɔ mu na ɛno nso nyɛ adeɛ tɛtrɛtɛ baako. Wɔbɛbu nkatasoɔ ɛtɔ so nsia no ato so ama asensɛn fam sɛ ɛdan kronkron no nkatano.

10 Fa yaawa nkantankorowa aduonum a wɔabɔ no hyehyɛ ntoma asinasini mmienu no ano.

11 Na yɛ nsosɔmu aduonum na fa saa nsosɔmu no hyehyɛ nkantankorowa no mu na ɛnka asɔredan no mmɔ mu na ɛnyɛ mua.

12 Ɛdan no mmɔsotam anammɔn baako ne fa bɛsensɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no akyi,

13 na anammɔn baako ne fa nso asensɛn animu.

14 Momfa nneɛma ahodoɔ mmienu mmɔ ɛdan no so. Deɛ ɛdi ɛkan no nyɛ odwennini wedeɛ a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu nyɛ abirekyie wedeɛ a ɛsɔ.

15 “Fa okuo yɛ ntaaboo na fatwa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho.

16 Taaboo biara ɔsorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn mmienu ne kakra.

17 Ɛsɛ sɛ nkɔtɔkorɔ mmienu wɔ taaboo biara ase, na taaboo biara yɛ pɛ.

18 Mobɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ntaaboo ama emu aduonu akyerɛ nʼanafoɔ.

19 Wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so; nsisisoɔ no mmienu mmienu nhyehyɛ taaboo biara ase.

20 Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam nso, wɔbɛyɛ ntaaboo aduonu atwa ho.

21 Ɛno nso wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ aduanan so a taaboo baako bɛsi nsisisoɔ mmienu so.

22 Ahyiaeɛ Ntomadan no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no bɛyɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo nsia na wɔde bɛtwa ho

23 a ntaaboo mmienu sisi ntwea biara.

24 Wɔde nkɔtɔkorɔ bɛsosɔ ntaaboo mmienu no soro ne ne fam.

25 Wɔka ne nyinaa bom a, ntaaboo wɔtwe na wɔde bɛyɛ ɛdan no fa hɔ a wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ dunsia so. Taaboo biara bɛfa nsisisoɔ mmienu.

26 “Fa okuo sene mmeamu nnua bi na fa beabea ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no enum nkɔ ɛdan no fa baako,

27 na enum a aka no nso nkɔ ɛfa baako. Fa mmeamu nnua no enum bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntomadan no akyi, a ani kyerɛ atɔeɛ fam no.

28 Bɔ mmeamu dua baako fa bea ntaaboo no mfimfini na ɛmfiri tire nkɔka tire.

29 Fa sikakɔkɔɔ dura ntaaboo no ho na fa sikakɔkɔɔ nkawa sosɔ mmeamu dua no mu na ɛnnyina. Fa sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho.

30 “Fa hyehyɛbea a mekyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so hɔ no so pɛpɛɛpɛ si Ahyiaeɛ Ntomadan no.

31 “Fa ntoma tuntum, koogyan bibire, koogyan ne asaawatam a ɛyɛ fɛ yɛ ntwamutam a wɔanwono Kerubim sɛso agu mu no.

32 Fa sɛn okuo nnua fadum nan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho a sikakɔkɔɔ nsosɔmu nan sosɔ ano no so. Ma fadum ɛnan no mu biara nsi dwetɛ ntaaboo ɛnan no baako so.

33 Fa ntwamutam no sensɛn nsosɔmu no so na fa tware ɛdan no mu. Fa adaka a ɛboɔ a wɔatwerɛ Onyankopɔn mmara agu so no da mu no si ntoma ntwamu no akyiri. Ntoma ntwamu no bɛtwa kronkronbea hɔ ne kronkron mu kronkron no ntam.

34 Afei, fa adaka no mmuasoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ no bua so na fa si kronkron mu kronkron hɔ.

35 Fa ɛpono no ne kaneadua no tware dan no mu wɔ ntwamutam no akyi. Kaneadua no bɛsi kronkronbea no anafoɔ, ɛnna ɛpono no asi nʼatifi.

36 “Fa ntoma foforɔ a ɛyɛ koogyan bibire ne koogyan asaawatam yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nkatano.

37 Fa saa ntwamutam no sɛn okuo mpunan enum a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho no nsosɔmu no so. Wɔde saa mpunan no bɛsisi yaawa ntaeaseɛ enum no mu.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/26-5f6876032ca04c625e3e428201fb1679.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 27

Ɔhyeɛ Afɔrebɔ Afɔrebukyia Ho Nhyehyɛeɛ

1 “Fa okuo yɛ afɔrebukyia ma ɛnyi ahinanan a nʼafanan no mu biara yɛ anammɔn nson ne fa na ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn ɛnan ne fa.

2 Yɛ mmɛn ɛnan tuatua afɔrebukyia no ntwea ɛnan no nyinaa so, na fa kɔbere dura ne nyinaa ho. Okuo no a wode bɛyɛ afɔrebukyia no, ɛno ara bi na wode bɛyɛ mmɛn no.

3 Bokiti a nsõ bɛgu mu, sofi, atam, adinam ne nsramma nkyɛnsee nyinaa, yaawa na fa yɛ.

4 Fa kɔbere yɛ otwidadeɛ na fa dadeɛ nkawa hyehyɛ ne ntwea ɛnan no so.

5 Fa otwidadeɛ no hyɛ nsramma kyɛnsee no mu na fa si afɔrebukyia no basa a wɔayɛ no so.

6 Fa okuo sene nnua a wɔde kɔbere adura ho a wɔde bɛsoa afɔrebukyia no.

7 Sɛ moresoa a, momfa nnua no nhyehyɛ nkawa a mode atuatua afɔrebukyia no ho no mu.

8 Ntaaboɔ na momfa nyɛ afɔrebukyia no. Momma emu nna ɛkwan sɛdeɛ mede kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so no.

9 “Twa adihɔ ma Ahyiaeɛ Ntomadan no na fa ntoma a wɔde asaawa a ɛyɛ fɛ ayɛ sensɛn ho. Nsɛnanotam a ɛsɛn anafoɔ no tenten nyɛ anammɔn ɔha aduonum

10 a kɔbere nnua aduonu a ɛsisi kɔbere nnyinasoɔ aduonu mu sosɔ mu. Dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne dwetɛ ntweaa a ɛfomfam dwetɛ afadum no ho no na ɛbɛsosɔ nsɛnanimu no mu.

11 Adihɔ a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanimu a ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinasoɔ mu a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne ne ntweaa fomfam ho na ɛbɛgyina no.

12 “Adihɔ no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn aduɔson enum a ɛkura nnua edu a ntokuro edu deda mu mu.

13 Apueeɛ fam nso bɛyɛ anammɔn aduɔson enum saa ara

14 Baabi a ne kwan da nʼapueeɛ fam no, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa a nnua mmiɛnsa a ɛsisi ntokuro mmiɛnsa mu sosɔ mu nsɛn ano.

15 Baabi a ne kwan da wɔ nʼatɔeɛ fam no nso, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa nsɛn ano. Nnua mmiɛnsa a ɛsisi ntokuro mmiɛnsa mu na ɛbɛsosɔ nsɛnanotam no mu.

16 “Adihɔ hɔ no ano ɛkwan nyɛ ntoma nsɛnanimu a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan bɛdi mu adwini fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua ɛnan a ɛsisi ne nnyinasoɔ mu no nso bɛsosɔ nsɛnanotam no mu.

17 Ɛsɛ sɛ nnua a ɛwɔ adihɔ hɔ no nyinaa wɔde dwetɛ ntweaa a dwetɛ sosɔ mu na nʼase no nso, wɔde hyehyɛ kɔbere nnyinasoɔ pipiripie mu.

18 Enti, adihɔ hɔ ntentenemu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso ayɛ anammɔn aduɔson enum. Wɔde nsɛnanotam a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasuo, a ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ anammɔn nson ne fa. Ɛsɛ sɛ wɔde nnua a atwa adihɔ hɔ no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinasoɔ mu.

19 Kɔbere na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ nkyɛnsee a wɔde nneɛma gu mu, ne mpɛɛwa a wɔde nkyɛnsee bɛsensɛn so wɔ ɔfasuo ho wɔ hɔ.

20 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmmrɛ wo ngo kronn na fa sɔ kanea a ɛnnum da no.

21 Aaron ne ne mmammarima na wɔde nkanea a ɛnnum da no bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Wɔbɛhwɛ so daa ama Awurade sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛrennum. Yei yɛ mmara a ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di so daa.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/27-046848c2ed13f6d0510b5316a12f1111.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 28

Asɔfotadeɛ

1 “Yi wo nua Aaron ne ne mmammarima Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar na te wɔn ho na wɔnyɛ asɔfoɔ nsom me.

2 Pam atadeɛ kronkron ma wo nua Aaron na ama animuonyam aba nʼadwuma no ho. Pam atadeɛ no na ɛnyɛ fɛ, sɛdeɛ ɛbɛma afata nʼadwuma no.

3 Ka kyerɛ nnipa a mama wɔn adepam ho nyansa na wɔmpam atadeɛ no. Ɛno na ɛbɛma ne ho ada nso wɔ nʼafɛfoɔ mu na ama watumi asom me.

4 Ntadeɛ ahodoɔ a wɔbɛpam no nie: adaaboɔ asɔfotadeɛ, asɔfotadeɛ, atadeɛ yuu, atadeɛ kɔnsini a ɛyɛ damedame, abɔtiten ne abɔwomu. Wɔbɛpam ntadeɛ kronkron bi nso de ama Aaron mmammarima no.

5 Wɔde ntoma tuntum, bibire ne koogyan a wɔde asaawatam pa na anwono na ɛbɛpam.

6 “Ma ntomanwono mu adwumfoɔ papa mfa sikakɔkɔɔ ne bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nyɛ asɔfotadeɛ no.

7 Wɔbɛpam no asinasini mmienu a ɛyɛ animu ne akyire a wɔapam ne mmatire no so abɔ mu.

8 Abɔwomu no bɛyɛ ntoma korɔ no ara bi. Ɛbɛyɛ nsaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan.

9 “Fa apopobibirieboɔ mmienu na twerɛ Israelfoɔ mmusuakuo no din gu so.

10 Aboɔdenboɔ biara, wɔntwerɛ edin nsia ngu so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa din bɛdidi so mpanin mu.

11 Fa ɛkwan a aboɔdenboɔtwafoɔ si fa twa edin gu adwinneɛ so, na twerɛ edin ahodoɔ no sɛdeɛ Israel mma no din te, na fa sika ntotoano twa ho hyia.

12 Fa aboɔdemmoɔ mmienu no sisi asɔfotadeɛ no mmati so na ɛnyɛ nkaedeɛ mma Israelfoɔ. Na daa Aaron nso nam so akae, abɔ wɔn din akyerɛ Awurade.

13 Yɛ sikakɔkɔɔ ntweaban a wɔakyinkyim mmienu.

14 Na fa mmobareeɛ mmienu a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ tetare mfomfamho a ɛwɔ asɔfotadeɛ no mmati so no mu.

15 “Momma odwumfoɔ a nʼadwinnie yɛ fɛ na ɔnyɛ atemmuo adaaboɔ no. Momfa asaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan na mompam adaaboɔ no sɛdeɛ mode pam asɔfotadeɛ no.

16 Montwa ntomasini no ahinanan na ɛfa biara nyɛ nsateakwaa nkron na mompam mfam so mma ɛnyɛ sɛ kotokuo.

17 Momfa aboɔdemmoɔ nsasoɔ ɛnan mmobɔ mu. Nsasoɔ a ɛdi ɛkan no nyɛ bogyanamboɔ, deɛ ɛtɔ so mmienu no nyɛ akarateboɔ na deɛ ɛtwa toɔ no nyɛ ɛboɔ a ɛte sɛ ahahammonoboɔ.

18 Nsasoɔ a ɛtɔ so mmienu no nyɛ nsrammaboɔ, aboɔdemmoɔ ne dɛnkyɛmmoɔ.

19 Nsasoɔ a ɛtɔ so mmiɛnsa no nso bɛyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ.

20 Nsasoɔ a ɛtɔ so nan no bɛyɛ sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ. Sikakɔkɔɔ ntotoano ntwa ne nyinaa ho nhyia.

21 Aboɔdemmoɔ no baako biara bɛgyina hɔ ama Israel mmusuakuo no baako. Na wɔbɛtwerɛ abusua ko no din agu so sɛ nsɔanodeɛ.

22 “Ɛkwan a mobɛfa so de adaaboɔ no afam asɔfotadeɛ no mu nie: yɛ sikakɔkɔɔ mmobareeɛ,

23 na yɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu, na fa tare adaaboɔ no apampam twɛtwɛwa so;

24 wɔde sikakɔkɔɔ mmobareeɛ mmienu no bɛhyehyɛ adaaboɔ no nkawa mmienu no mu.

25 Nhoma mmienu no a aka no, kyekyere biara ti bɔ sikakɔkɔɔ no a ɛbɔ asɔfotadeɛ no abatiri so no mu.

26 Yɛ sika nkawa mmienu na fa hyehyɛ adaaboɔ ntwea mmienu a ɛwɔ asɔfotadeɛ no nkyɛn mu.

27 Sane yɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu hyehyɛ asɔfotadeɛ no ntwea so wɔ fam ma ɛnka abɔwomu no.

28 Fa bibire nhoma kyekyere adaaboɔ no ase na fa hyehyɛ nkawa a ɛwɔ asɔfotadeɛ no ase no mu. Yei remma adaaboɔ no mfiri asɔfotadeɛ no ho nte ntwontwɔn.

29 “Aaron bɛfa saa ɛkwan yi so na ɔde Israel mmusuakuo no din a ɛwɔ adaaboɔ no so no bɛkɔ kronkronbea hɔ; na yei na ɛbɛma Awurade akae Israelman ɛberɛ nyinaa mu.

30 Sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɔmfa Urim ne Tumim a aseɛ ne hann ne pɛyɛ nhyɛ adaaboɔ a ɛda ne koko so no kotokuo mu. Saa ara na daa Aaron bɛsoa nneɛma a wɔnam so kyerɛ Awurade apɛdeɛ de ma ne nkurɔfoɔ ɛberɛ biara a ɔbɛkɔ Awurade anim no.

31 “Wɔde ntoma tuntum na ɛbɛpam asɔfotadeɛ no

32 a wɔagya ɛkwan bi a Aaron de ne tiri bɛwura mu. Ɛsɛ sɛ wɔtwa mfimfini tokuro ma ano no yɛ den sɛdeɛ wɔhyɛ a ɛrentete.

33 Wɔde ntoma tuntum, bibire ne koogyan na ɛbɛpam ato ano.

34 Ɛsɛ sɛ wɔde sikakɔkɔɔ nnɔmma ne ateaa aba a ɛdi afrafra twa asɔfotadeɛ no mmuano ho hyia.

35 Ɛberɛ biara a Aaron bɛkɔ Awurade anim akɔsɔre no, saa asɔfotadeɛ yi na ɔbɛhyɛ. Ɔredi akɔneaba wɔ Awurade anim hɔ wɔ kronkronbea hɔ no, na ɛdɔn no rewoso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenwu.

36 “Afei, boro sikakɔkɔɔ amapa ma ɛnyɛ trawa sɛ prɛte na twerɛ so sɛdeɛ wɔkurukyire nsɔanodeɛ so no sɛ:

Kronkron Ma Awurade.

37 Wɔde ntoma tuntum bɛsɔ mu asensɛn Aaron abotire no anim.

38 Aaron de saa adeɛ no bɛbɔ ne moma so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ Israelfoɔ no bɔ afɔdeɛ biara na mfomsoɔ ba ho a, ɛho asodie bɛda ne so, na Awurade agye nnipa no, na ɔde wɔn bɔne nso akyɛ wɔn.

39 “Fa asaawatam a ɛyɛ fɛ nwono Aaron atadeɛ kɔnsini no. Ma ɛnyɛ damedame na fa ntoma korɔ no ara bi pam abotire na nwono biribi gu ne nkatakɔnmu no nso mu.

40 Pam atadeɛ yuu ne abɔwomu ne abotire ma Aaron mmammarima na momfa obuo ne anidie mma wɔn.

41 Saa ntadeɛ yi na momfa nhyɛ Aaron ne ne mmammarima na momfa ngo ngu wɔn tirim mfa nhyɛ wɔn asɔfoɔ wɔ ɔsom no mu, na momfa nte wɔn ho sɛ asɔfoɔ a wɔyɛ me dea.

42 “Mompam serekye ntadeɛ a ɛfiri wɔn sisi kɔka wɔn nan ase, na wɔhyɛ ansa a, wɔahyɛ wɔn ntadeɛ no agu so.

43 Ɛberɛ biara a Aaron ne ne mmammarima no rekɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ anaasɛ wɔrekɔ afɔrebukyia no anim wɔ kronkronbea hɔ no, wɔnhyɛ. Anyɛ saa a, afɔbuo bɛba wɔn so ma wɔawuwu.

“Yei yɛ daa apam a wɔahyɛ ama Aaron ne ne mmammarima.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/28-f1808cc67983bde6d0b01a53eab3963a.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 29

Asɔfohyɛ

1 “Ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ nie: momfa nantwie ba ne nnwennini mmienu a wɔn ho nni dɛm;

2 afei momfa esiam muhumuhu a mmɔreka nni mu nyɛ burodo a ɛyɛ dɛ ne taterɛ a wɔde ngo afra ne ɔfam a wɔde ngo agu so.

3 Fa burodo no gu kɛntɛn mu na fa nantwie ba no ne odwennini no ka ho bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.

4 Momfa Aaron ne ne mmammarima no mmra Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano hɔ, na momfa nsuo nnware wɔn.

5 Afei, momfa Aaron atadeɛ yuu no nhyɛ no. Monhyɛ no atadekɔnsini no, ne asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no ne abɔwomu no,

6 na momfa abotire a sikakɔkɔɔ kronkron bobɔ mu no mmɔ no.

7 Afei, momfa srango no na monhwie ngu ne tiri so.

8 Ne mmammarima no nso, momfa wɔn ntadeɛ yuu no nhyehyɛ wɔn.

9 Momfa wɔn abɔwomu no ne ɛkyɛ nka wɔn ho. Saa ɛkwan yi so na momfa nhyɛ Aaron ne ne mma ne wɔn asefoɔ ma wɔnyɛ asɔfoɔ daa nyinaa.

10 “Mode nantwie ba no bɛba Ahyiaeɛ Ntomadan no anim na Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa agu aboa no apampam.

11 Afei, monkum no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.

12 Momfa ne mogya nsrasra mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no so. Momfa mo nsateaa na ɛnyɛ, na monhwie mogya a ɛbɛka no ngu afɔrebukyia no ase.

13 Monyi ne mu sradeɛ no ne ne berɛboɔ kotokuo no ne ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ ho no na monhye no wɔ afɔrebukyia no so.

14 Afei, momfa aboa no ne ne wedeɛ ne nʼagyanan no mfiri beaeɛ hɔ na monkɔhye no sɛ bɔne ho afɔrebɔ.

15 “Sɛ wɔrebɛkum nnwennini no nso a, Aaron ne ne mmammarima no mfa wɔn nsa ngu aboa no baako apampam

16 na wɔnkum no. Wɔnsɔ ne mogya no na wɔmfa mpete afɔrebukyia no ho nyinaa.

17 Twitwa odwennini no asinasini na hohoro nʼayamdeɛ no mu ne ne nnyawa no ho; fa ne ti no ne deɛ moatwitwa no gu faako

18 na monhye no wɔ afɔrebukyia no so; ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.

19 “Afei, momfa odwennini a aka no na Aaron ne ne mmammarima mfa wɔn nsa ngu nʼapampam,

20 na wɔnkum no. Monsɔ mogya no bi na momfa ketewaa bi nsosɔ Aaron ne ne mmammarima no aso nifa, wɔn kokurobetie nifa ne wɔn nan nifa kokurobetie so. Afei mompete nkaeɛ no ngu afɔrebukyia no ho nyinaa.

21 Montwerɛ mogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no bi na momfa mfra srango na momfa mpete Aaron ne ne mmammarima so ne wɔn ntadeɛ mu. Ɛnam saa so bɛma wɔne wɔn ntadeɛ ho ate wɔ Awurade anim.

22 “Momfa odwennini no sradeɛ ne ne duapuo ne ne mu sradeɛ ne ne berɛboɔ kotokuo ne ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ ne ne srɛ nifa—yei ne odwennini a wɔde bɛhyɛ Aaron ne ne mmammarima asɔfoɔ.

23 Momfa burodo mua baako ne taterɛ a wɔde srango afra, na monyi ɔfam baako mfiri kɛntɛn a wɔde burodo a mmɔreka nni mu agu mu a wɔde asi Awurade anim no mu.

24 Momfa yeinom nhyɛ Aaron ne ne mmammarima nsam na wɔmfa nkyerɛ sɛ ɔhim afɔrebɔdeɛ mma Awurade.

25 Ɛno akyi, monnye mfiri wɔn nsam na monhye no afɔrebukyia no so sɛ ohwam afɔdeɛ mma no.

26 Afei, momfa Aaron asɔfohyɛdwan no yan na monhim no Awurade anim, mfa nkyerɛ sɛ, morebɔ no afɔdeɛ; ɛno akyi momfa

27 odwennini a moate ne ho no yan ne ne srɛ

28 mma Aaron ne ne mmammarima. Ɛsɛ sɛ daa ɛyɛ Israelfoɔ asɛdeɛ sɛ wɔbɛboa saa afɔrebɔ yi—sɛ ɛyɛ asomdwoeɛ afɔrebɔ anaa aseda afɔrebɔ, de hyɛ Awurade animuonyam.

29 “Aaron ntadeɛ kronkron yi, wɔbɛkora na wɔate ho de ama ne mmammarima a daakye wɔbɛdi nʼadeɛ, sɛdeɛ sɛ wɔn asɔfohyɛ duru so a, wɔbɛtumi de ahyɛ wɔn.

30 Ɔsɔfopanin biara a ɔbɛdi Aaron adeɛ no bɛhyɛ saa ntadeɛ yi nnanson ansa na wafiri nʼasɔfodwuma ase wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu ne kronkronbea hɔ.

31 “Fa odwennini no nam a wɔate ho no ne odwennini nam a wɔde hyɛɛ ɔsɔfoɔ no na monnoa no baabi a ɛhɔ te.

32 Aaron ne ne mmammarima bɛdi burodo a ɛwɔ kɛntɛn no mu no, na wɔde ɛnam no abɔ so wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.

33 Wɔn nko ara na wɔbɛwe ɛnam no adi nnuane a wɔde tee wɔn ho no. Nnipa a wɔmfra asɔfoɔ abusua no mu no renni bi, ɛfiri sɛ, wɔate ho.

34 Sɛ ɛba sɛ adeɛ kye ɛnam anaa burodo no bi so a, monhye no. Ɛnsɛ sɛ wɔdi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron.

35 “Yei ne ɛkwan a momfa so nhyɛ Aaron ne ne mmammarima no asɔfoɔ. Nnanson na wɔmfa nni saa asɔfohyɛ no ho dwuma.

36 Ɛda biara, mode nantwie ba bɛbɔ afɔdeɛ de adwira mo ho. Ɛno akyi, pra afɔrebukyia no ho bɔne nyinaa na yɛ no kronkron na hwie ngo gu so fa te ho.

37 Te afɔrebukyia no ho na daa yɛ no kronkron saa ara nnanson ma Onyankopɔn. Ɛno akyi, afɔrebukyia no ho bɛte yie sɛdeɛ biribiara a wɔde bɛka no no bɛyɛ Onyankopɔn dea.

38 “Ɛda biara, mommɔ nnwanten mma mmienu afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so.

39 Momfa odwammaa no baako mmɔ afɔdeɛ no anɔpa na momfa baako nso mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ.

40 Afɔrebɔ no mu baako, momfa asikyiresiam lita mmienu ne fa a wɔayam no muhumuhu mfra ngo a wɔakyi firi ngo dua mu nkɔtoa mmienu ne fa; saa ara na momfa bobesa lita baako nyɛ ahwiesa.

41 Momfa odwammaa no baako a waka no mmɔ anwummerɛ afɔdeɛ a asikyiresiam ne nsã ka ho te sɛ anɔpa deɛ no ara. Ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔrehwam ama Awurade.

42 “Saa afɔrebɔ yi bɛkɔ so ɛda biara wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano wɔ Awurade anim. Ɛhɔ na mɛhyia mo ne mo akasa.

43 Na mɛhyia Israel mma wɔ hɔ na mʼanimuonyam ate Ahyiaeɛ Ntomadan no ho.

44 “Ampa ara, mɛte Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ho ne Aaron ne ne mmammarima a wɔyɛ mʼasɔfoɔ no ho.

45 Na mɛtena Israelfoɔ mu na mayɛ wɔn Onyankopɔn,

46 na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn. Mede wɔn firi Misraim baeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtena wɔn mu. Mene Awurade wɔn Onyankopɔn.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/29-3c125572e4bc5bde239d31cd23ad4459.mp3?version_id=2094—