Categories
2 Mose

2 Mose Nnianimu

Nnianimu

Edin

Ɛksodɔs

no ase kyerɛ ne otukɔ a ɛyɛ Israelfoɔ abakɔsɛm mu asɛm titire. Ɛkyerɛ sɛdeɛ Israelfoɔ tu firii Misraim asase so. Ɛhɔ na wɔyɛɛ nkoa bɛyɛ mfirinhyia ahanan. Onipa titire a wɔka ne ho asɛm wɔ saa Nwoma yi mu ne Mose ne sɛdeɛ ɔdii Israelfoɔ anim firii Misraim asase so.

Wɔakyekyɛ Ɛksodɔs mu nan: Ɔfa a ɛdi ɛkan no ka sɛdeɛ wɔyii Israelfoɔ firii nkoasom mu. Ɔfa a ɛtɔ so mmienu ka ɔman no akwantuo a wɔde kɔɔ Bepɔ Sinai so. Ɔfa ɛtɔ so mmiɛnsa nso ka Onyankopɔn ne Israelfoɔ apam a wɔpam wɔ Bepɔ Sinai so ho asɛm. Ɔfa a ɛtɔ so ɛnan no ka sɛdeɛ wosii hyiadan, siesiee mu, na wɔyɛɛ mmara a wɔnam so somm Onyankopɔn.

Ɛksodɔs fa bi a ɛyɛ titire nso ne Mmara Nsɛm Edu a yɛhunu wɔ Ti aduonu no.

Emu Nsɛm

Israel Wɔ Misraim (

1.1–12.36

)

Israel Wɔ Ɛserɛ So (

12.37–18.27

)

Israel Wɔ Sinai (

19.1–40.38

)

Categories
2 Mose

2 Mose 1

Israelfoɔ Wɔ Misraim

1 Yakob mma ne wɔn abusuafoɔ a wɔne no tu kɔtenaa no din na ɛdidi so yi.

2 Ruben, Simeon, Lewi ne Yuda;

3 Isakar, Sebulon ne Benyamin;

4 Dan, Naftali;

Gad ne Aser.

5 Yakob asefoɔ a ɔne wɔn kɔeɛ no nyinaa ano si aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim dada.

6 Yosef ne ne nuanom ne wɔn ɛberɛ sofoɔ no nyinaa wuwuiɛ,

7 nanso Israelfoɔ no ase dɔreeɛ, na wɔyɛɛ bebree, hyɛɛ asase no so ma.

8 Na ɔhene foforɔ bi bɛdii adeɛ wɔ Misraim a na ɔnnim Yosef ho asɛm.

9 Ɔka kyerɛɛ ne mamfoɔ no sɛ, “Monhwɛ, Israelfoɔ yi ase adɔre, wɔreyɛ adɔɔso dodo ama yɛn.

10 Momma yɛmpɛ ɛkwan bi na yɛmfa so nsi saa dɔre a wɔredɔre no ano. Sɛ yɛanyɛ saa na ɔko bi si a, wɔbɛdɔm yɛn atamfoɔ ne wɔn ako atia yɛn na wɔafiri ɔman yi mu.”

11 Enti wɔde nkoa sohwɛfoɔ gyinagyinaa wɔn kɔn so ma wɔyɛɛ adwuma den de kyekyeree adekora nkuropɔn Pitom ne Rameses maa Farao.

12 Nanso mpɛn dodoɔ a Misraimfoɔ no hyɛɛ wɔn so no, dɔ ara na Israelfoɔ no dɔɔso. Yei maa Misraimfoɔ no suroo Israelfoɔ

13 na wɔkɔɔ so hyɛɛ Israelfoɔ no so ketee.

14 Wɔde adwumadenyɛ dii Israelfoɔ no nya. Wɔma wɔyɛɛ ntayaa ne dɔteɛ ho adwuma a ɛyɛ den ne mfuom nnwuma ahodoɔ. Yeinom nyinaa akyiri no Misraimfoɔ yɛɛ atirimuɔden akwan bebree so kyerɛɛ Israelfoɔ no.

15 Misraimhene ka kyerɛɛ Hebrifoɔ awogyefoɔ a wɔn din ne Sifra ne Pua sɛ,

16 “Sɛ mokɔgye Hebrini biara awoɔ, na awoeɛ hɔ mohunu sɛ ɔyɛ ɔbabarima a, monkum no, na sɛ ɔyɛ ɔbabaa deɛ a, monnyɛ no hwee.”

17 Esiane sɛ na awogyefoɔ no yɛ onyamesurofoɔ no enti, wɔanni mmara a ɔhene no hyɛɛ wɔn no so maa mmarimaa a wɔwowoo wɔn no tenaeɛ.

18 Ɔhene no frɛɛ wɔn bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moanni mmara a mehyɛeɛ no so na moama mmarimaa a Hebrifoɔ no wowoo wɔn no atena?”

19 Wɔbuaa no sɛ, “Hebrifoɔ mmaa no de ahoɔden wo ɔherɛ so enti yɛbɛduru hɔ no, na wɔawo dada. Wɔnte sɛ Misraimfoɔ mmaa no.”

20 Onyankopɔn hyiraa awogyefoɔ no. Na Israelfoɔ no dɔɔso ara bɛyɛɛ ɔman kɛseɛ.

21 Esiane sɛ na awogyefoɔ no yɛ nyamesurofoɔ enti, Onyankopɔn domm wɔn mma.

22 Afei, Farao hyɛɛ mmara sɛ Herbrifoɔ mmarimaa a wɔbɛwo wɔn foforɔ no, wɔnto wɔn ngu Asubɔnten Nil mu na mmaayewa a wɔbɛwo wɔn foforɔ no deɛ, wɔntena hɔ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/1-4d8ae187840da9d4af33bfac6dad0c61.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 2

Mose Awoɔ

1 Saa ɛberɛ no mu, Lewini bi waree abaayewa bi firii Lewi abusuakuo mu.

2 Ɔbaa no nyinsɛnee, woo abarimaa. Abɔfra no maame hunuu sɛ ne ho yɛ fɛ yie enti ɔde no siee efie abosome mmiɛnsa.

3 Ɛduruu ɛberɛ bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yie enti, ɔde mmɛwa nwonoo kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne aman faa ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuo ntumi nkɔ mu. Ɔde abɔfra no too mu de no kɔsii asuo Nil konkɔn so wɔ wura a na ɛwɔ hɔ no bi mu.

4 Abɔfra no nuabaa kɔgyinaa akyiri baabi a na ɔwɛn no.

5 Farao babaa kɔɔ nsuo no mu sɛ ɔrekɔdware. Ɛberɛ a ɔne ne mmaawa nam asuo no konkɔn so no, ɔhunuu kɛntɛn no sɛ ɛhyɛ wiram hɔ baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako sɛ ɔnkɔfa mmrɛ no.

6 Ɔde baeɛ a ɔbuee so no, ɔhunuu sɛ abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhoɔ. Ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ Hebrifoɔ yi binom ba.”

7 Abɔfra no nuabaa a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babaa no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo anaa?”

8 Ɔhene babaa no buaa sɛ, “Aane.” Enti, abaayewa no tuu mmirika kɔɔ efie kɔfrɛɛ abɔfra no maame de no baeɛ.

9 Ɔhene babaa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa abɔfra no kɔ efie na kɔhwɛ no ma me na mɛtua wo ho ka.” Enti, ɔde no kɔɔ efie kɔhwɛɛ no.

10 Ɔnyinii kakra no, ɔde no brɛɛ ɔhene babaa no ma ɔgyee no de no yɛɛ ne ba. Ɔkaa sɛ, “Mɛto ne edin Mose ɛfiri sɛ meyii no firii nsuo mu.”

Mose Dwane Kɔ Midian

11 Mose nyiniiɛ no, ɛda bi, ɔkɔsraa ne manfoɔ Hebrifoɔ no. Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ ne manfoɔ no reyɛ adwumaden. Nsrahwɛ no mu na Mose hunuu sɛ Misraimni bi reboro Hebrini a ɔyɛ ne nua.

12 Mose hwɛɛ ha hwɛɛ ha hunuu sɛ obiara nni hɔ no, ɔkumm Misraimni no tutuu fam de no hyɛɛ hɔ.

13 Adeɛ kyeeɛ no, ɔsane kɔɔ Hebrifoɔ no hɔ nsrahwɛ. Ɔduruu hɔ no, na wɔn mu baanu reko. Ɔbisaa deɛ nʼasɛm nyɛ dɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woreyɛ yi a worebobɔ wo nua Hebrini saa?”

14 Ɔbarima no nso bisaa no sɛ, “Wofiri he? Hwan na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifoɔ ne ɔtemmufoɔ? Anaasɛ woayɛ wʼadwene sɛ wobɛkum me sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no?” Mose hunuu sɛ bɔne a wayɛ no ho ada hɔ no, ɔsuroeɛ.

15 Na Farao nso tee asɛm no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔfa Mose mmra na wɔnkum no. Nanso, Mose dwane kɔɔ Midian asase so. Ɛda bi a Mose kɔtenaa abura bi ho wɔ hɔ no,

16 Midian ɔsɔfoɔ mmammaa baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛto nsuo de akɔma wɔn agya nnwan.

17 Nanso, nnwanhwɛfoɔ bi pampam mmaayewa no. Mose bɛgyee wɔn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam maa mmaayewa no nnwan no nyaa nsuo nomeeɛ.

18 Wɔsane kɔduruu wɔn agya Reuel nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na ɛnnɛ deɛ monyaa nsuo maa nnwan yi nom ntɛm seyie?”

19 Wɔka kyerɛɛ wɔn agya sɛ, “Misraimni bi na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam. Ɔno ara na ɔtoo nsuo maa yɛn nnwan no nomeeɛ.”

20 Wɔn agya bisaa sɛ, “Na ɔwɔ he? Mogyaa no hɔ anaa? Monkɔfrɛ no na ɔmmɛdidi.”

21 Mose kɔɔ Reuel frɛ no. Akyire yi no, ɔne wɔn kɔtenaeɛ ma Reuel de ne babaa Sipora maa no awadeɛ.

22 Wɔwoo ɔbabarima ma Mose too no edin Gersom, aseɛ ne Ɔhɔhoɔ, ɛfiri sɛ, Mose kyerɛ aseɛ sɛ, “Meyɛ ɔhɔhoɔ wɔ ananafoɔ asase so.”

23 Mfeɛ bi akyiri no, Misraimhene no wuiɛ. Na Israelfoɔ no resi apinie wɔ wɔn nkoasom no mu. Enti na wɔresu frɛ Onyankopɔn.

24 Onyankopɔn nso tiee wɔn sufrɛ no, kae ɛbɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ ɔde nʼasefoɔ bɛsane aba Kanaan asase so no.

25 Onyankopɔn hwɛ hunuu sɛ ɛberɛ aduru sɛ ɔgye wɔn.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/2-d6ff380e2b7846da39d08fcf8a735493.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 3

Mose Ne Gyaframa No

1 Ɛda bi na Mose rehwɛ nʼase Yetro a ɔyɛ Midian ɔsɔfoɔ nnwan. Ɔde nnwan no wuraa ɛserɛ no mu kɔɔ akyirikyiri kɔduruu Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔ no so.

2 Prɛko pɛ, na Awurade ɔbɔfoɔ daa ne ho adi sɛ gyaframa wɔ wira no mu kyerɛɛ no. Mose hunuu sɛ wira no redɛre nanso na ɛnhye.

3 Enti, Mose kaa sɛ, “Mɛkɔ akɔhwɛ anwanwadeɛ yi ahunu deɛ enti a wira no nhye.”

4 Ɛberɛ a Awurade hunuu sɛ ɔrekɔhwɛ no, ɔfrɛɛ no firii wira no mu sɛ, “Mose! Mose!”

Mose gyee so sɛ, “Me nie.”

5 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mmɛn me. Yi wo nan mu mpaboa na baabi a wogyina no yɛ asase kronkron.”

6 Ɔtoaa so sɛ, “Mene wʼagyanom Onyankopɔn—Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn.” Mose kataa nʼanim, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn anim.

7 Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Mahunu amanehunu a me manfoɔ a wɔwɔ Misraim no wɔ mu, na mate wɔn nkotosrɛ a ɛfa wɔn nnwuma wuranom ho, na menim wɔn ahohiahia.

8 Maba sɛ merebɛgye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam na mayi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase pa so—asase a ɛtrɛ; asase a ɛwoɔ ne nufosuo wɔ so—asase a Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ te soɔ no so.

9 Mate Israelfoɔ no su, na mahunu nya a Misraimfoɔ di wɔn no.

10 Afei, merebɛsoma wo akɔ Farao nkyɛn, akɔyi me ɔman Israel afiri Misraim.”

11 Mose bisaa sɛ, “Mene hwan a mɛtumi akɔ Farao anim akɔka sɛ merebɛyi Israelfoɔ afiri Misraim asase so?”

12 Onyankopɔn buaa no sɛ, “Mɛka wo ho. Adansedeɛ a ɛkyerɛ sɛ me na masoma wo no nie. Sɛ woyi nnipa no firi Misraim a, mobɛsom Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so.”

13 Mose bisaa sɛ, “Sɛ mekɔ Israelfoɔ no nkyɛn kɔka sɛ, wɔn agyanom Onyankopɔn na wasoma me na wɔbisa me sɛ. ‘Onyankopɔn bɛn na mereka ne ho asɛm no’ a, mmuaeɛ bɛn na memfa mma wɔn?”

14 Ɔbuaa Mose sɛ, ka sɛ, “Mene deɛ ɔwɔ hɔ daa no. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Me Ara na wasoma me mo nkyɛn.’ ”

15 Onyankopɔn toaa so sɛ, “Awurade a ɔyɛ mo nananom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn.” Yei ne me edin a wɔde bɛkae me ɛda biara firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

16 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa hyia na ka hunu a wohunuu Awurade wɔ wira a na ɛredɛre mu no kyerɛ wɔn. Afei, ka asɛm a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Makɔsra me nkurɔfoɔ na mahunu deɛ aba wɔn so wɔ Misraim no kyerɛ wɔn.

17 Mehyɛ bɔ sɛ mɛyi wɔn afiri amanehunu ne animguaseɛ a wɔwɔ mu no mu na mede wɔn akɔ asase a Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ te so ɛnnɛ yi a ɛwoɔ ne nufosuo wɔ so no so.’

18 “Israelfoɔ mpanimfoɔ bɛtie wʼasɛm na wɔne wo akɔ Misraimhene hɔ akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Awurade, Hebrifoɔ Onyankopɔn, ne yɛn ahyia na waka akyerɛ yɛn sɛ, yɛntu nnansa ɛkwan nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afɔdeɛ mma no. Enti, ma yɛn ɛkwan.’

19 Nanso, menim sɛ Misraimhene remma mo ɛkwan da, gye sɛ wɔhyɛ no ketee.

20 Enti, mɛhyɛ no ketee sɛdeɛ ɛsɛ. Menam anwanwakwan so bɛsɛe Misraim na akyire no, wama mo akɔ.

21 “Mɛma mo anim aba nyam Misraimfoɔ no anim na wɔahyehyɛ akyɛdeɛ ama mo, na moankɔ no nsapan.

22 Ɔbaa biara mmisa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinneɛ ne ntoma pa mfiri nʼafipamfoɔ ne ne fiefoɔ mmaa nkyɛn na wɔmfa nsiesie wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa ho. Wɔnam saa yɛ so bɛpansam Misraimfoɔ ahonyadeɛ te sɛ deɛ wɔafom asadeɛ.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/3-8616621ecd301986d94be664a84325bd.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 4

Awurade Tumi Ho Nsɛnkyerɛnneɛ

1 Na Mose buaa no sɛ, “Wɔrennye me nni. Asɛm a mɛka no, wɔrenni so. Wɔbɛka sɛ, ‘Awurade nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo!’ ”

2 Awurade bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wokura yi?”

Ɔbuaa sɛ, “Odwanhwɛfoɔ poma.”

3 Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “To twene fam.”

Enti ɔto twenee fam ma ɛdanee ɔwɔ. Mose dwane firii aboa no ho.

4 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔ ɔwɔ no dua mu kyere no!” Ɔsɔɔ ne dua mu kyeree no no, ɛsane danee poma no bio.

5 Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔyɛ saa na wɔbɛgye wo adi. Ɛbɛma wɔahunu sɛ wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn ada ne ho adi akyerɛ wo ampa.

6 “Afei, fa wo nsa hyɛ wo bo.” Ɔde ne nsa hyɛɛ ne bo na ɔyiiɛ no, na kwata ayɛ ne nsa ho fitaa.

7 Awurade ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Fa wo nsa hyɛ wo bo bio.” Ɔde ne nsa hyɛɛ ne bo bio na ɔyiiɛ no, na kwata no agyae ama ne nsa no ho ayɛ sɛdeɛ ɛte kane no.

8 Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wɔannye anwanwadeɛ a ɛdi ɛkan no anni a, wɔbɛgye deɛ ɛtɔ so mmienu no adi.

9 Na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ mmienu yi akyiri wɔannye wo anni a, kɔsa nsuo firi Asubɔnten Nil mu na bɛhwie gu asase wesee bi so na ɛbɛdane mogya.”

10 Nanso, Mose srɛɛ sɛ, “Ao, Awurade, mennim kasa. Ɛbɛsi ɛnnɛ anaa ɛfiri ɛberɛ a wo ne me kasaeɛ mpo no, mʼano nte.”

11 Awurade bisaa no sɛ, “Hwan na ɔyɛɛ onipa ano? Ɛnyɛ me Awurade na meyɛeɛ? Hwan na ɔbɔ onipa ma ɔtumi kasa anaa ɔmma no nkasa? Hwan na ɔma no hunu adeɛ anaa ɔmma no nhunu adeɛ? Hwan na ɔma no tumi te asɛm anaa ɔmma no nte asɛm?

12 Afei, kɔ na kɔyɛ deɛ maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yie, na mɛkyerɛ wo deɛ wobɛka nso.”

13 Nanso Mose kaa sɛ, “Awurade mesrɛ wo, soma onipa foforɔ.”

14 Awurade bo fuiɛ enti ɔkaa sɛ, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ? Menim sɛ nʼano ate. Na hwɛ ɔno na ɔrebɛhyia wo no, na sɛ ɔhunu wo a, nʼani bɛgye.

15 Wobɛkasa akyerɛ no na woaka deɛ ɛsɛ sɛ ɔka akyerɛ no. Mɛboa mo baanu ama moakasa, na makyerɛ mo deɛ mobɛyɛ.

16 Ɔbɛyɛ wo ɔkyeame ɔman no anim, na wo nso woayɛ sɛ ne Onyankopɔn aka asɛm a wopɛ sɛ ɛda edwa akyerɛ no.

17 Sɛ worekɔ a, fa wo poma no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛtumi de ayɛ anwanwadeɛ a makyerɛ wo no.”

18 Mose kɔɔ efie kɔbɔɔ nʼase Yetro nsɛm a asie no ho amanneɛ. “Mɛsrɛ wo ɛkwan na makɔ Misraim makɔsra mʼabusuafoɔ. Mennim mpo sɛ, wɔte ase.”

Yetro penee so sɛ, “Kɔ. Mehyira wo kosɛkosɛ.”

19 Ansa na Mose rebɛfiri Midian no, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro sɛ wobɛsane akɔ Misraim, ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔrehwehwɛ wo akum wo no nyinaa awuwu.”

20 Enti, Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfunumu so sɛ ɔrekɔ Misraim a na Onyankopɔn poma no hyɛ ne nsam.

21 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɛ woduru Misraim a, kɔ Farao hɔ na kɔyɛ anwanwadeɛ a makyerɛ wo yi kyerɛ no, nanso mɛma nʼaso ayɛ den, enti ɔremma nnipa no nkɔ.

22 Na sɛ ɛba no saa a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Awurade se, Israel yɛ mʼabakan

23 na mahyɛ wo sɛ, “Ma no ɛkwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene enti mɛkum wʼabakan.’ ”

24 Mose ne nʼabusuafoɔ nam no, adeɛ saa wɔn ma wɔpɛɛ baabi daeɛ. Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Mose na ɔhunahunaa no sɛ ɔbɛkum no.

25 Enti, ne yere Sipora faa sekammoa de twaa ne babarima kumaa twetia to twenee Mose nan ase kaa sɛ, “Mmogya ayeforɔkunu ne wo.”

26 Enti Awurade gyaa Mose. Na Sipora kaa sɛ, “Woyɛ okunu a twetiatwa ama mogya aka wo.”

27 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Kɔ ɛserɛ no so kɔhyia Mose.” Enti, Aaron kɔɔ Onyankopɔn Bepɔ Horeb so kɔhyiaa Mose wɔ hɔ. Wɔhyiaeɛ no, wɔde mfeano kyeakyeaa wɔn ho fɛw so.

28 Mose kaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no ɛberɛ a ɔresoma no no ne anwanwadeɛ a ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ nyinaa kyerɛɛ Aaron.

29 Enti, Mose ne Aaron sane kɔɔ Misraim frɛɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa ne wɔn yɛɛ nhyiamu.

30 Aaron kaa nsɛm a Awurade aka akyerɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn enti, Mose yɛɛ anwanwadeɛ no ma wɔhwɛeɛ.

31 Yei maa mpanimfoɔ no gye dii sɛ, ampa, Awurade na wasoma wɔn. Afei, wɔtee sɛ Awurade akɔsra wɔn, na ɛnam so ama wahunu wɔn haw, na enti wayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛgye wɔn afiri saa ɔhaw no mu no, wɔde anigyeɛ buu nkotodwe sɔreeɛ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/4-8f2ce247fac13a401e608c406bc437d3.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 5

Mose Ne Aaron Kɔ Farao Anim

1 Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi kyerɛɛ mpanimfoɔ no wieeɛ no, wɔkɔhunuu Farao. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, Israel Onyankopɔn se yɛmmɛka asɛm bi nkyerɛ wo. Ɔse, ‘Ma me nkurɔfoɔ mfiri ha nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afahyɛdwa kronkron wɔ hɔ mfa nsɔre me.’ ”

2 Farao bisaa sɛ, “Ampa? Na hwan ne Awurade a ɛsɛ sɛ metie no na mema Israelfoɔ no kɔ? Mennim Awurade biara enti meremma Israelfoɔ no nkɔ.”

3 Nanso, Aaron ne Mose tii mu bio sɛ, “Hebri Onyankopɔn ne yɛn ahyia. Ɛsɛ sɛ yɛtu nnansa ɛkwan kɔ ɛserɛ so kɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ de ma Awurade, yɛn Onyankopɔn. Na sɛ yɛantie no a, ɔyaredɔm anaa sekan ano na yɛbɛwuwuo.”

4 Farao bisaa sɛ, “Mose ne Aaron, adɛn enti na morema nkurɔfoɔ no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!”

5 Farao toaa so sɛ, “Seesei, saa nnipa no dɔɔso sene ɔmanfoɔ no, nanso mopɛ sɛ moma ahɔhoɔ no gyae adwumayɛ.”

6 Ɛda no ara, Farao somaa nnipa maa wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfoɔ no so no sɛ,

7 “Mommma nnipa no ɛserɛ a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkɔtwa ɛserɛ no.

8 Afei, ntayaa dodoɔ a wɔtwa no nso, monnte so baako koraa, ɛfiri sɛ, asɛm a wɔaka no da no adi pefee sɛ, wɔyɛ akwadwofoɔ enti na wɔreka sɛ wɔrekɔ ɛserɛ so akɔbɔ wɔn Awurade afɔdeɛ no.

9 Momma wɔn adwuma no mu nyɛ den, na ɛmmee wɔn na wɔankɔtie atosɛm biara.”

10 Enti, adwumasohwɛfoɔ ne wɔn akwankyerɛfoɔ no ka kyerɛɛ Hebrifoɔ no sɛ, “Farao aka akyerɛ yɛn sɛ yɛmmma mo ɛserɛ bio.

11 Mo ara monkɔkyini nhwehwɛ bi, nanso ntayaa a motwa no, montwa dodoɔ saa ara.”

12 Enti, Hebrifoɔ kyinkyinii Misraim asase so nyinaa sɛ wɔrekɔhwehwɛ ɛserɛ no bi.

13 Adwumasohwɛfoɔ no hyɛɛ wɔn atirimuɔden so sɛ, “Montwa ntayaa dodoɔ sɛdeɛ na motwa no.”

14 Afei, Misraimfoɔ adwumasohwɛfoɔ no kaa Hebrifoɔ mpanimfoɔ a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano sɛ akwankyerɛfoɔ no mmaa, bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ sɛ montwa no nnora ne ɛnnɛ no nyinaa sɛdeɛ na moyɛ kane no?”

15 Mpanimfoɔ yi kɔɔ Farao nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo, nha yɛn saa,

16 ɛfiri sɛ, wɔmma yɛn ɛserɛ nso wɔhyɛ yɛn sɛ yɛntwa ntayaa dodoɔ sɛdeɛ na yɛtwa no. Wɔka yɛn mmaa ɛberɛ a yɛnyɛɛ mfomsoɔ biara. Mfomsoɔ no mfiri yɛn. Ɛfiri adwumasohwɛfoɔ no, ɛfiri sɛ, wɔhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ adwuma a ɛboro yɛn ahoɔden so.”

17 Nanso, Farao buaa sɛ, “Monni dwuma bi di, na sɛ mowɔ dwuma bi di a, anka morenka sɛ, ‘Momma yɛnkɔbɔ afɔdeɛ mma Awurade.’

18 Monsane nkɔyɛ adwuma ntɛm. Obiara remma mo ɛserɛ, nanso ntayaa dodoɔ a motwa no daa no, saa ara na mobɛtwa.”

19 Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ a wɔdi adwuma no anim sɛ akwankyerɛfoɔ no sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwa ntayaa no dodoɔ sɛdeɛ wɔyɛ daa no, wɔhunuu sɛ ahokyere aba.

20 Ɛberɛ a wɔfiri Farao anim baeɛ a wɔhunuu sɛ Mose ne Aaron retwɛn wɔn wɔ ahemfie no ho no,

21 wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade mmu mo atɛn sɛ moama Farao ne ne nkurɔfoɔ anya yɛn ho menasepɔ, na enti wama wɔn ɛkwan sɛ wɔnkum yɛn.”

22 Asɛm yi maa Mose kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, adɛn enti na woma wo manfoɔ brɛ saa? Sɛ wonim sɛ wobɛyɛ wɔn saa a, adɛn enti na wosomaa me?

23 Ɛfiri ɛberɛ a mekɔkaa wo nkra no kyerɛɛ Farao no, tan ara na ɔretan wɔn ani, nanso wonnyee wɔn ɛkwan biara so!”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/5-933ecb7a0bd1607e86f4f833d6f991cf.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 6

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wobɛhunu deɛ mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfoɔ no akɔ. Nokorɛm, mɛhyɛ no ama wapam wɔn afiri asase no so.”

2 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mene Awurade no.

3 Meyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfoɔ. Nanso, mammɔ me din sɛ Awurade no ankyerɛ wɔn.

4 Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔhoɔ no bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ.

5 Afei, mate Israelfoɔ apinisie ne nya a Misraimfoɔ di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no.

6 “Enti, ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwanwadeɛ de ayi wɔn afiri nkoasom mu ama wɔade wɔn ho.

7 Mɛgye wɔn atom sɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade, wɔn Onyankopɔn a wagye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam no.

8 Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapadeɛ. Mene Awurade no.’ ”

9 Enti, Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, ɛsiane abasamutuo a ɛfiri ɔhyɛ ntrasoɔ enti.

10 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

11 “Sane kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔ.”

12 Nanso, Mose kaa sɛ, “Dabi, afei deɛ, me ara me nkurɔfoɔ no rentie asɛm a mɛka biara bio. Na mʼano nso nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na matumi akasa ama atɔ Farao asom?”

13 Afei, Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsane nkɔ Israelfoɔ no ne Farao a ɔyɛ Misraimfoɔ ɔhene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔmfiri Misraim asase so nkɔ.

Mose Ne Aaron Nuayɛ

14 Nnipa a na wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no edin na ɛdidi so yi:

Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmammarima yɛ:

Hanok, Palu, Hesron, Karmi.

Yeinom na wɔwoo Ruben asefoɔ.

15 Simeon mmammarima:

Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne maame yɛ Kanaanni.

Yeinom na wɔwoo Simeon asefoɔ.

16 Lewi mmammarima:

Gerson, Kohat, Merari.

(Lewi dii mfeɛ ɔha aduasa nson.)

17 Gerson mmammarima:

Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti.

18 Kohat mmammarima:

Amram, Ishar, Hebron, Usiel.

(Kohat dii mfeɛ ɔha aduasa mmiɛnsa.)

19 Merari mmammarima:

Mahli, Musi.

Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no no yɛ Lewi abusuafoɔ.

20 Amram waree nʼagya nuabaa Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron.

(Amram dii mfeɛ ɔha aduasa nson.)

21 Ishar mmammarima:

Kora, Nefeg, Sikri.

22 Usiel mmammarima:

Misael, Elsafan, Sitri.

23 Aaron waree Aminadab babaa Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabaa Wɔn mma edin nie: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.

24 Kora mmammarima:

Asir, Elkana, Abiasaf.

Yeinom ne Kora asefoɔ.

25 Aaron babarima Eleasa waree Putiel mmammaa no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako.

Nnipa a wɔabobɔ wɔn edin yi ne wɔn a na wɔtuatua Lewifoɔ mmusuakuo no ano.

26 Saa Aaron ne Mose yi ara na Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔyi Israelfoɔ nyinaa mfiri Misraim asase so” no.

27 Na wɔn na wɔkɔɔ Farao hɔ kɔsrɛɛ no ɛkwan sɛ ɔmma wɔnni Israelfoɔ no anim nyi wɔn mfiri asase no so.

28 Ɛda a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no,

29 ɔkaa sɛ, “Mene Awurade no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim ɔhempɔn no.”

30 Na Mose ka kyerɛɛ Awurade bio sɛ “Mʼano nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/6-c6171605ac125af0e8b6bd254ef252ea.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 7

1 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mayi wo sɛ mʼananmusini wɔ Farao anim na Aaron ayɛ wo ɔkyeame.

2 Asɛm biara a mɛka akyerɛ wo no, ka kyerɛ Aaron, na ɔno nso nka nkyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔmfiri Misraim.

3 Na nna no mu, mɛma Farao ayɛ akomaden, na mayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree wɔ Misraim.

4 Anwanwadeɛ ahodoɔ no akyiri, ɔbɛkɔ so ayɛ akomaden ara, enti mɛtɔre wɔn ase na madi me manfoɔ anim, ayi wɔn afiri asase no so.

5 Na sɛ mekyerɛ me tumi kyerɛ Misraimfoɔ no a, wɔbɛhunu sɛ, nokorɛ, mene Awurade no, na wɔama me nkurɔfoɔ no ɛkwan ama wɔakɔ.”

6 Enti, Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ wɔn no.

7 Ɛberɛ a Mose ne Aaron kɔhyiaa Farao no, na Mose adi mfeɛ aduɔwɔtwe, ɛnna Aaron nso adi mfeɛ aduɔwɔtwe mmiɛnsa.

Mose Poma Dane Ɔwɔ

8 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,

9 “Farao bɛhwehwɛ sɛ mobɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ no ama wahunu sɛ, nokorɛ, Onyankopɔn na wasoma mo. Sɛ ɔbisa saa a, Aaron nto ne poma no ntwene fam na ɛbɛdane ɔwɔ.”

10 Enti, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ anwanwadeɛ no sɛdeɛ Awurade akyerɛ wɔn no. Aaron too ne poma no twenee fam wɔ Farao ne ne nkurɔfoɔ anim ma ɛdanee ɔwɔ.

11 Farao nso frɛɛ nʼanyansafoɔ ne ne nkonyaayifoɔ a wɔwɔ Misraim ma wɔn nso bɛyɛɛ anwanwadeɛ korɔ no ara bi.

12 Wɔn nso, wɔn poma tumi danee ɔwɔ. Nanso, Aaron ɔwɔ no menee wɔn deɛ no.

13 Farao kɔɔ so yɛɛ akomaden a na ɔmpɛ sɛ ɔtie asɛm a Awurade kaeɛ no.

Nsuo Dane Mogya

14 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Farao apirim nʼakoma enti, ɔbɛkɔ so asi nnipa no ɛkwan sɛ ɔremma wɔnkɔ.

15 Nanso Awurade kaa sɛ: Sane kɔ Farao nkyɛn anɔpa a ɔrekɔ asubɔnten no mu. Kɔgyina asuo no konkɔn so na hyia no wɔ hɔ a wo poma a ɛdanee ɔwɔ no kura wo.

16 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Awurade, Hebrifoɔ Onyankopɔn asane asoma me wo nkyɛn sɛ ma nnipa no ɛkwan na wɔnkɔ nkɔsom me wɔ ɛserɛ so. Woayɛ asoɔden.

17 Afei, Awurade se: Wobɛhunu sɛ, mene Awurade no. Ɛfiri sɛ, maka akyerɛ Mose sɛ ɔmfa ne poma no mmɔ Nil nsuo no mu na nsuo no bɛdane mogya.

18 Nsuomnam a wɔwɔ asubɔnten no mu nyinaa bɛwuwu ama nsuo no abɔn a Misraimfoɔ no rentumi nnom.’ ”

19 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne poma no nkyerɛ nsuo a ɛwɔ Misraim no nyinaa; wɔn nsubɔntene, wɔn nsuwa, wɔn atadeɛ ne wɔn nsuo a ɛtaataa hɔ ne nsuo a ɛwɔ afie mu nyinaa so na ɛbɛdane mogya.”

20 Enti, Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no. Ɛberɛ a Farao ne ne mpanimfoɔ gyinagyina hɔ rehwɛ wɔn no, Aaron de poma no bɔɔ Nil ani maa asubɔnten no danee mogya.

21 Nsuomnam a wɔwɔ mu nyinaa wuwuiɛ maa nsuo no bɔnee enti, na Misraimfoɔ no ntumi nnom. Misraim asase so nyinaa danee mogya.

22 Nkonyaayifoɔ a wɔwɔ Misraim nso nam wɔn nkonyaayie so maa nsuo danee mogya enti, Farao kɔɔ so pirim nʼakoma a na ɔntie asɛm a Awurade aka akyerɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnka nkyerɛ no no.

23 Ɔsane kɔɔ nʼahemfie a hwee ampusu no.

24 Misraimfoɔ no tutuu nsubura wɔ asubɔnten no konkɔn so sɛdeɛ wɔbɛnya nsuo anom, ɛfiri sɛ, na wɔntumi nsa nsuo wɔ asubɔnten no mu.

25 Asubɔnten a ɛdanee mogya no dii nnawɔtwe.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/7-084708e19876b2e6723582dc34b80183.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 8

Mpɔtorɔ Bebree Ba

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kɔ Farao hɔ bio na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Awurade se, Ma me nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔsom me.

2 Sɛ woampene so amma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ abɛhyɛ asase no so ma.

3 Wɔbɛyɛ Asubɔnten Nil ma, na wɔabɛhyɛ mo afie ma ma, na wɔakɔ mo mpia mu, na afoforɔ akɔ mo mpa so.

4 Mpɔtorɔ bɛhyɛ efie biara a ɛwɔ Misraim no mu ma. Wɔbɛhyɛ mo fononoo ne deɛ mode fɔtɔ asikyiresiam gu mu nyinaa ma ma. Na mpɔtorɔ no bɛbu afa mo so.’ ”

5 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa poma no nkyerɛ nsubɔntene, nsuwa ne atadeɛ a ɛwɔ Misraim nyinaa so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mpɔtorɔ bɛbu so wɔ ɔman no afanan nyinaa.”

6 Aaron yɛɛ saa maa mpɔtorɔ bɛhyɛɛ ɔman no mu nyinaa ma tɔ.

7 Nanso, nkonyaayifoɔ no nso yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ baa asase no so.

8 Afei, Farao ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monkɔsrɛ Awurade na ɔnyi mpɔtorɔ no mfiri asase yi so, na mɛma mo nkurɔfoɔ no ɛkwan na wɔakɔbɔ no afɔdeɛ.”

9 Mose nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛ me ɛberɛ ko a wopɛ sɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpaeɛ ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu wɔ baabiara wɔ ɛberɛ a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara.”

10 Farao kaa sɛ, “Monyɛ no ɔkyena nko ara.”

Mose buaa sɛ, “Mate, ɛbɛba mu sɛdeɛ woaka no na ama woahunu sɛ obiara nni hɔ sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, no nko ara.

11 Mpɔtorɔ no nyinaa bɛwuwu ama aka wɔn a wɔwɔ asubɔnten no mu no.”

12 Mose ne Aaron firii Farao anim kɔeɛ. Mose kɔsrɛɛ Awurade sɛ ɔnyi mponkyerɛne a ɔde wɔn abɛgu Farao so no.

13 Awurade tiee Mose nkotosrɛ no. Mponkyerɛne wuwu hyɛɛ ɔman no mu ne afie mu ma tɔ.

14 Wɔboaboaa mponkyerɛne a wɔawuwuo no ano akuo akɛseakɛseɛ maa ɔman no mu bɔn yie.

15 Nanso, Farao hunuu sɛ mponkyerɛne no kɔ no, ɔsane pirim nʼakoma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛdeɛ Awurade aka ato hɔ no.

Mfuturo Dane Ntontom

16 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne poma no mmɔ mfuturo na ɛbɛdane ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.”

17 Enti, Mose ne Aaron yɛɛ deɛ Onyankopɔn hyɛɛ wɔn no maa ntontom bɛhyɛɛ ɔman mu no ne mu nnipa ne wɔn nyɛmmoa so ma tɔ.

18 Nkonyaayifoɔ no pɛɛ sɛ wɔn nso de wɔn nyankomadeɛ yɛ saa ara, nanso wɔantumi.

19 Nkonyaayifoɔ no kyerɛɛ Farao sɛ, “Yei deɛ, Onyankopɔn nsa wɔ mu.” Nanso, Farao pirim nʼakoma enti wantie wɔn sɛdeɛ Awurade aka ato hɔ no.

Nwansena Ba Manyamanya

20 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔre anɔpatutuutu kɔhyia Farao na sɛ ɔrebɛdware asubɔnten no mu a, woaka akyerɛ no sɛ, ‘Awurade se: Ma me nkurɔfoɔ nkɔsom me.

21 Na sɛ wantie a, mɛma nwansena agye Misraim afa. Mo afie mu ne asase no nyinaa bɛyɛ nwansena manyamanya.

22 “ ‘Na nsonsonoeɛ kɛseɛ bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfoɔ no te so no ntam, ɛfiri sɛ, nwansena biara renkɔ hɔ. Na ɛbɛma woahunu sɛ, me Awurade mewɔ tumi wɔ Misraim asase yi so.

23 Na mɛma wo nkurɔfoɔ ho ada nso afiri me nkurɔfoɔ ho. Ɔkyena nko ara nsɛm a maka yi nyinaa bɛba mu.’ ”

24 Awurade yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no, enti nwansena bɛbu faa ɔman no so maa ebi kɔhyɛɛ Farao ahemfie ne Misraim afie nyinaa mu ma tɔ.

25 Farao hunuu saa no, ntɛm ara, ɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛyɛ, monkɔbɔ afɔdeɛ mma mo Onyankopɔn, nanso mommɔ saa afɔdeɛ no wɔ ɔman yi ara mu. Monnkɔ ɛserɛ so.”

26 Nanso Mose kaa sɛ, “Saa deɛ, ɛrenyɛ yie. Yɛn afɔdeɛ a yɛbɔ ma Awurade yɛn Onyankopɔn no yɛ Misraimfoɔ akyiwadeɛ, enti sɛ yɛbɔ saa afɔdeɛ no wɔ ha a, wɔbɛkum yɛn.

27 Ɛsɛ sɛ yɛtu nnansa ɛkwan kɔ ɛserɛ so, na yɛkɔbɔ afɔdeɛ ma Awurade, yɛn Onyankopɔn, sɛdeɛ wakyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no.”

28 Farao kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛma mo ɛkwan akɔ ɛserɛ so akɔbɔ afɔdeɛ, na mmom, monnkɔ akyiri. Monka mo ho na monkɔkoto nsrɛ Awurade, mo Onyankopɔn mma me.”

29 Mose kaa sɛ, “Sɛ me firi ha pɛ a, mɛbɔ Awurade mpaeɛ na ɔkyena nwansena bebrebe no ase bɛtɔre wɔ wo, wo mpanimfoɔ ne wo nkurɔfoɔ mu. Nanso, merebɔ wo kɔkɔ sɛ, hwɛ na woanhyɛ bɔ sɛ wobɛma nnipa no akɔ na akyire yi, woasesa wʼadwene.”

30 Enti, Mose firii Farao nkyɛn kɔsrɛɛ Awurade sɛ, ɔntɔre nwansena no nyinaa ase.

31 Na Awurade yɛɛ Mose abisadeɛ no, tɔree nwansena no nyinaa ase.

32 Nanso, Farao sane pirim nʼakoma, enti wamma nnipa no ankɔ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/8-a374a5b90e12bfee75163c8589737072.mp3?version_id=2094—

Categories
2 Mose

2 Mose 9

Nyɛmmoa Wuo

1 Awurade hyɛɛ Mose sɛ, “Sane kɔ Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ, Awurade a ɔyɛ Hebrifoɔ Onyankopɔn no pɛ sɛ wobɛma ne nkurɔfoɔ akɔbɔ afɔdeɛ ama no.”

2 Sɛ wampene a,

3 Awurade tumi mu ɔyaredɔm bɛba abɛkum mo apɔnkɔ, mo mfunumu, mo nyoma, mo anantwie, mo nnwan ne mo mpɔnkye nyinaa.

4 Nanso, Awurade de nsonsonoeɛ bɛto Israelfoɔ mmoa ne Misraimfoɔ mmoa ntam. Israelfoɔ mmoa deɛ, ɔbaako mpo renwu.

5 Awurade ahyɛ ɛberɛ pɔtee a ɔde ɔyaredɔm no bɛba. Ɔkaa sɛ adeɛ kye a, ɔbɛma ɔyaredɔm no aba asase no so.

6 Na ɛbaa saa. Adeɛ kyeeɛ no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no hyɛɛ aseɛ wuwuiɛ, nanso Israelman mu deɛ, ayɛmmoa baako mpo koraa anyare.

7 Farao somaa nnipa kɔɔ Israel kɔhwɛɛ sɛ ampa ara ɛhɔ nyɛmmoa no bi anwu koraa anaa. Nnipa no bɛbɔɔ Farao amanneɛ sɛ Israelfoɔ nyɛmmoa baako mpo koraa anwu nanso, nʼadwene ansesa. Wamma nnipa no ankɔ.

8 Enti, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monkɔsa nso mfiri fononoo mu, na Mose nto mpete ewiem wɔ Farao anim.

9 Na ɛbɛbɔ apete Misraim asase so nyinaa sɛ mfuturo ama mpɔmpɔnini asisi nnipa ne mmoa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa.”

10 Enti, wɔkɔsaa nso firii fononoo mu de kɔɔ Farao anim, na ɔrehwɛ no, Mose to petee ewiem na ɛdanee mpɔmpɔnini sisii nnipa ne mmoa a wɔwɔ Misraim nyinaa.

11 Ɛbaa saa no, nkonyaayifoɔ no antumi ne Mose anni asie, ɛfiri sɛ, na mpɔmpɔnini no bi asisi wɔn nyinaa.

12 Nanso, Farao pirim nʼakoma ara, enti wantie asɛm a Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ no no.

Asukɔtweaa

13 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no sɛ, Hebrifoɔ Awurade Onyankopɔn no se, ma me nkurɔfoɔ nkɔsom me.

14 Afei deɛ, mede ɔhaw na ɛbɛto mo so na ɛno na ɛbɛma wo ne wʼadwumayɛfoɔ ne Misraimfoɔ nyinaa ahunu sɛ, Onyankopɔn biara nni asase yi so ka me ho.

15 Sɛ mepɛ a anka matɔre mo nyinaa ase, anka mede ɔyaredɔm bɛkum mo nyinaa.

16 Nanso manyɛ no saa, ɛfiri sɛ, na mepɛ sɛ meda me tumi adi wɔ ewiase afanan nyinaa.

17 Woayɛ kyɛnkyerɛnn wɔ me nkurɔfoɔ so a ɛno enti, womma wɔnkɔ.

18 Ɔkyena saa ɛberɛ yi ara mu, mɛma asukɔtweaa a ano yɛ den a ebi ntɔɔ Misraiman mu da atɔ.

19 Ntɛm! Monka mo anantwie a mode wɔn kɔ adidi no mmra efie. Ɛfiri sɛ, asukɔtweaa no bɛkum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wiram no nyinaa.”

20 Misraimfoɔ a asɛm no bɔɔ wɔn hu no de wɔn anantwie ne wɔn asomfoɔ nyinaa baa efie.

21 Na wɔn a wɔammu Awurade asɛm a ɔkaeɛ no gyaa wɔn anantwie ne wɔn asomfoɔ wɔ wiram maa asukɔtweaa no kaa wɔn.

22 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa kyerɛ ɔsoro na ma ampariboɔ no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraiman nyinaa so.”

23 Enti, Mose de ne nsa kyerɛɛ ewiem maa Awurade maa ayerɛmo ne aprannaa dwidwaeɛ.

24 Na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu yie. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a wɔkyekyeree Misraim kɔsi saa ɛberɛ no, na aprannaa mpaapae saa da.

25 Misraiman sɛee pasaa. Biribiara a ɛkaa wiram, sɛ ɛyɛ nnipa anaa mmoa no, wɔn nyinaa wuwuiɛ. Nnua nso bubuiɛ maa afudeɛ sɛeɛ.

26 Baabi a ampariboɔ no antɔ wɔ ɔman no mu no yɛ Gosen asase so a na Israelfoɔ no te hɔ.

27 Afei, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, mahunu me mfomsoɔ. Awurade di bem na me ne me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ama atra so.

28 Monsrɛ Awurade mma me, na ɔmma aprannaa ne ampariboɔ dodoɔ yi to ntwa na mɛma mo akɔ ntɛm so.”

29 Mose kaa sɛ, “Sɛ mefiri kuropɔn yi mu ara pɛ a, mɛma me nsa so abɔ Awurade mpaeɛ na aprannaa no ne ampariboɔ no agyae. Yei bɛma mo ahunu sɛ Awurade na asase nyinaa hyɛ ne nsa.

30 Nanso, menim yie sɛ wo ne wo mpanimfoɔ deɛ, yeinom nyinaa akyiri no, mobɛpirim mo akoma.”

31 Aprannaa no sɛee wɔn ayuo ne wɔn asaawa a na ɛreso aba no nyinaa.

32 Nanso, atokoɔ ne aburoo deɛ, ansɛe, ɛfiri sɛ, na ɛmfifiriɛ.

33 Enti Mose firii Farao anim wɔ kuro no mu maa ne nsa so kyerɛɛ Awurade maa aprannaa no ne asukɔtweaa no ne osuo no gyaee tɔ.

34 Farao ne ne mpanimfoɔ hunuu sɛ biribiara ayɛ yie wɔ hɔ no, wɔkɔɔ so pirim wɔn akoma yɛɛ bɔne de buu ɛbɔ a wɔhyɛɛ Awurade no so.

35 Enti, Farao amma nkurɔfoɔ no ankɔ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho nkɔm kyerɛɛ Mose no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/EXO/9-8ba095d06051d19eb69f43be251d224f.mp3?version_id=2094—