Categories
2 Korintofoɔ

2 Korintofoɔ 11

Paulo dɔ

1 Anka monhunu me nkwaseasɛm ma me kakra ɛ! Monte me aseɛ.

2 Na ninkunu a metwe no mo ho no, metwe no Nyankopɔn mu ninkunu. Magye mo awadeɛ sɛ ababaawa a efi nkaa no; na mede mo rekɔma ɔbarima baako a ɔno ne Kristo.

3 Nanso mesuro sɛ ebia, sɛdeɛ ɔwɔ no de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afiri Kristo fam ahofama no ho.

4 Na sɛ obi ba bɛka Yesu foforɔ bi ho asɛm a yɛnkaeɛ, anaasɛ monya honhom foforɔ a monnyaeɛ, anaasɛ asɛmpa foforɔ a monnyeeɛ a, mogye to mu ntɛm so!

5 Nanso mebu no sɛ asomafoɔ akɛseɛ no nkyɛn me biribiara mu.

6 Nanso sɛ mennim ɔkasa mu mpo a, ɛnyɛ nimdeɛ, na mmom yɛama biribiara ada adi ama mo, nnipa nyinaa anim.

Paulo asɛmpa som animuonyam ne n’atamfo animguaseɛ

7 Anaasɛ mayɛ bɔne, sɛ mebrɛɛ me ho ase maa wɔmaa mo soɔ, sɛ mekaa Nyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo kwa no?

8 Mefaa asafo binom adeɛ sɛ akatua, sɛ mede merebɛsom mo.

9 Na mewɔ mo nkyɛn na ɛhiaa me no, manyɛ obiara so adesoa. Na deɛ ɛhiaa me no, anuanom a wɔfiri Makedonia baeɛ no maa me nsa kaeɛ; na nnoɔma nyinaa mu, mehwɛɛ me ho, na mɛhwɛ no saa ara, na manyɛ adesoa mamma mo.

10 Kristo nokorɛ wɔ me mu yi, obiara remma me mmua m’ano saa ahohoahoa yi ho wɔ Akaia afam hɔnom nyinaa.

11 Adɛn ntira? Sɛ mennɔ mo anaa? Onyankopɔn na ɔnim.

12 Na deɛ meyɛ no, meyɛ ara, na masi wɔn a wɔhwehwɛ me ho kwan no kwan, na wɔahu wɔn deɛ wɔde hoahoa wɔn ho no mu, sɛ yɛn ara.

13 Na saa nnipa yi yɛ asomafoɔ atorofoɔ, adwumayɛfoɔ nnaadaafoɔ a wɔdane wɔn ho yɛ sɛ Kristo asomafoɔ.

14 Na ɛnyɛ nwanwa; ɛfiri sɛ Satan no ara mpo dane ne ho sɛ hann bɔfoɔ.

15 Enti sɛ n’asomafoɔ nso dane wɔn ho yɛ sɛ tenenee asomfoɔ a, ɛnyɛ ade nwanwa biara; na ɛbɛwie wɔn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.

Paulo ahohoahoa no anoyie

16 Meka bio sɛ obiara mmmu me sɛ meyɛ kwasea, na sɛ ɛnte saa a, monnye me sɛ ɔkwasea, na me nso mahoahoa me ho kakra.

17 Deɛ mereka no, menka no Awurade tumi mu, na mmom nkwaseasɛm mu, saa ahohoahoa adwene yi mu.

18 Ɛsiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho honam fam nti, me nso mɛhoahoa me ho bi.

19 Na mode anigyeɛ nya tema ma nkwaseafoɔ, ɛfiri sɛ moyɛ mmadwemma.

20 Na sɛ obi di mo nya, sɛ obi didi mo ho, sɛ obi fa mo dommum, sɛ obi ma ne ho so, sɛ obi bɔ mo ani so a, mobɛhunu ama no.

Paulo asiane ne ne brɛ

21 Meka no aniwuo mu sɛ yɛn deɛ yɛayɛ mmerɛ wɔ mu; nanso deɛ obi yɛ nnam wɔ mu no, (meka no sɛ deɛ aba biara nni mu,) me nso meyɛ nnam wɔ mu bi.

22 Wɔyɛ Hebrifoɔ? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfoɔ? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefoɔ? Me nso meyɛ bi.

23 Wɔyɛ Kristo asomfo? Meka no sɛ ɛdammɔ, mekyɛne saa. Ɔbrɛ adwuma a ɛboro soɔ mu, afiaseda a ɛboro soɔ mu, ɛhweɛ a ɛtra soɔ mu, owuo amaneɛ a manya no nhunuiɛ mu.

24 Yudafoɔ nsa mu wɔabɔ me mmaa aduanan a aka so baako, mprenum.

25 Wɔaka me mpire mprɛnsa, wɔasi me aboɔ prɛko, matɔ nsuo mu mprɛnsa, madi ɛpo bunu mu adekyeeɛ ne adesaeɛ.

26 Akwantuo pii mu, asubɔnten so asiane mu, adwotwafoɔ asiane mu, amannifoɔ mu asiane mu, amanaman mu asiane mu, kuro mu asiane mu, ɛserɛ so asiane mu, ɛpo so asiane mu, anuanom atorofoɔ mu asiane mu;

27 adwuma ne ɔbrɛ mu, apɛsire mu, ɛkɔm ne sukɔm mu, abuada pii mu, awɔ ne adagya mu.

28 Deɛ ɛkeka ho no nyinaa nna nkyɛn, deɛ ɛhyɛ me soɔ ne asafo no nyinaa ho dadwene.

29 Hwan na ɔyɛ mmerɛ, na menyɛ mmerɛ bie? Hwan na wɔato no suntidua, na me yamu nhyehye me?

30 Sɛ ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho a, mɛhoahoa me ho wɔ me mmerɛyɛ ho.

31 Awurade Yesu Nyankopɔn ne n’Agya a nhyira nka no daa no nim sɛ merenni atorɔ.

Dwane a Paulo dwane firii Damasko

32 Damasko hɔ na Ɔhene Areta n’amrado wɛnn Damaskofoɔ kuro no sɛ ɔrepɛ me akyere me;

33 na wɔde me too kɛntɛnku mu nam mpomma mu faa ɔfasuo so gyaagyaa me maa mefirii ne nsa medwanee.

Categories
2 Korintofoɔ

2 Korintofoɔ 12

Anisoadehunu ne mmerɛyɛ

1 Ahohoahoa ho hia; ɛwɔ mu sɛ ɛnyɛ mma hwee; nanso mɛka Awurade anisoadehunu ne adiyie ho asɛm.

2 Menim onipa bi wɔ Kristo mu a, mfeɛ dunan ni, wɔhwimm no kɔɔ ɔsoro a ɛtɔ so mmiɛnsa, (sɛ ɔwɔ honam mu oo, mennim, ɔnni honam mu oo, mennim, Onyankopɔn na ɔnim saa nipa no.

3 Na menim saa nipa no sɛ,) wɔhwimm no kɔɔ Paradise, (sɛ ɔwɔ honam mu oo, ɔnni honam mu oo, mennim, Onyankopɔn na ɔnim,)

4 na ɔtee nsɛm a wɔnka a onipa nni ho kwan sɛ ɔka.

5 Saa nipa no fam na mɛhoahoa me ho, na me ara me fam deɛ, merenhoahoa me ho, gye me mmerɛyɛ mu.

6 Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ kwasea, na mɛka nokorɛ; nanso mama no aka, na obi ammu me ankyɛne deɛ ɔhu me sɛ meyɛ, anaasɛ ɔte firi m’anomu.

7 Na deɛ ɛbɛyɛ na meremfa adiyie no tra a ɛtra soɔ memma me ho so bebree nti, wɔama me honam mu kasɛɛ, Satan bɔfoɔ, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so.

8 Yei nti mesrɛɛ Awurade mprɛnsa sɛ ɛmfiri me so;

9 na ɔsee me sɛ: M’adom dɔɔso ma wo, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛyɛ mu. Enti mede anigyeɛ pii mɛhoahoa me ho wɔ me mmerɛyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtena me so.

10 Kristo nti m’ani gye mmerɛyɛ mu, animtiabuo mu, ahokyere mu, ɔtaa mu, ahometeɛ mu; ɛfiri sɛ meyɛ mmerɛ a, ɛnna me ho yɛ den.

Ɔsomafoɔ bi adansedie nwoma

11 Mayɛ kwasea! Mo na moahyɛ me. Na me deɛ anka ɛsɛ sɛ moyi me ayɛ, ɛfiri sɛ asomafoɔ akɛseɛ no nkyɛne me biribiara mu, nanso menyɛ hwee mpo.

12 Ɔsomafoɔ nsɛnkyerɛnneɛ no deɛ, wɔayɛ no mo mu boasetɔ nyinaa mu, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne tumideɛ mu.

13 Na ɛdeɛn mu na motɔɔ sini a amma moanto asafo a aka no, sɛ adesoa a mo deɛ, manyɛ mamma mo no? Momfa bɔne yi nkyɛ me!

Sra a ɔbɛkɔ akɔsra Korintofoɔ

14 Hwɛ, mprɛnsa ni a masiesie me ho sɛ mereba mo nkyɛn, na meremmɛyɛ mo so adesoa; ɛfiri sɛ menhwehwɛ mo hɔ biribiara, na mmom mo ara. Na ɛnyɛ mma na ɛpɛ adeɛ sie ma awofoɔ, na mmom awofoɔ na wɔpɛ adeɛ sie ma mma.

15 Na me deɛ, mede anigyeɛ bɛhwere m’adeɛ, na mama wɔahwere me ama mo kra. Na sɛ medɔ mo ma no boro so saa a, ɛdeɛn nti na ɛsɛ sɛ mo dɔ sua sene me deɛ?

16 Na ɛwɔ mu sɛ manyɛ mo so adesoa deɛ, nanso meyɛ onitefoɔ nti, mayi mo wɔ aniteɛ mu.

Paulo ne Tito dɔ

17 Menam wɔn a mesomaa wɔn wɔ mo nkyɛn no bi so mebɛsisii mo anaa?

18 Mesrɛɛ Tito na mesomaa no ne onua kaa ne ho no, Tito bɛsisii mo anaa? Ɛnyɛ honhom korɔ no ara mu na yɛnanteeɛ, anaasɛ anammɔn korɔ no ara mu?

Ɔtemmufoɔ kɛseɛ no

19 Ɛyɛ mo sɛ yɛreyi yɛn ho ano akyerɛ mo anaa? Nyankopɔn anim na yɛkasa Kristo mu; adɔfo, yei nyinaa yɛka ma mo nkɔsoɔ.

20 Na mesuro sɛ ebia meba a, meremmɛto mo sɛdeɛ mepɛ, na me nso morenhu me sɛdeɛ mopɛ; ebia ntɔkwako, ahoɔyea, abufuo, asikan, nsekuro, wesewese, ahantan, sakasakayɛ wɔ mo mu;

21 sɛ ebia meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo fam, na magyam wɔn mu dodoɔ a wɔayɛ bɔne na wɔnsakyeraa wɔn adwene, wɔn fi ne adwamammɔ ne ahohwisɛm a wɔdiiɛ no ho.

Categories
2 Korintofoɔ

2 Korintofoɔ 13

Sɔhwɛ ho asotwe

1 Mprɛnsa ni a mereba mo nkyɛn. Adansefoɔ baanu anaa baasa ano asɛm biara bɛgyina.

2 Mebɔɔ wɔn a wɔyɛɛ bɔne kane no ne wɔn a aka no nyinaa kɔkɔ, saa ara nso na seesei a menni mo nkyɛn yi merebɔ wɔn kɔkɔ, sɛdeɛ meyɛeɛ berɛ a mebaa hɔ ne mprenu soɔ no, sɛ meba bio a, meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn.

3 Ɛfiri sɛ mohwehwɛ Kristo a ɔkasa me mu no ho adansedie, ɔno na ɔnyɛ mmerɛ wɔ mo fam, na mmom ɔwɔ mo mu tumi.

4 Na mmerɛyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu deɛ, nanso ɔnam Nyankopɔn tumi so te ase. Na yɛn nso yɛyɛ mmerɛ wɔ ne mu deɛ, nanso yɛn ne no nam Nyankopɔn tumi so bɛtena ase wɔ mo fam.

Hwɛ wo ho yie adeɛ baako a ɛhia ho

5 Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidie no mu anaa? Mommisa mo ho nhwɛ! Anaasɛ monnim mo ho sɛ Yesu Kristo te mo mu? Gye sɛ mommfata deɛ.

6 Na m’ani da so sɛ mobɛhunu sɛ yɛn deɛ, yɛnyɛ nnipa a wɔmfata.

7 Nanso yɛbɔ Onyankopɔn mpaeɛ sɛ monnyɛ bɔne biara, ɛnyɛ sɛ wɔbɛhu yɛn sɛ yɛfata, na mmom mo, mobɛyɛ deɛ ɛyɛ fɛ, na yɛn deɛ yɛayɛ sɛ wɔn a wɔmfata.

8 Na yɛntumi nyɛ hwee ntia nokorɛ no, na mmom deɛ yɛtumi yɛ no, yɛyɛ ma nokorɛ.

9 Na sɛ yɛyɛ mmerɛ, na mo deɛ, moyɛ den a, yɛn ani gye; na mo pɛyɛ ho na yɛbɔ mpaeɛ.

10 Yei nti na, menni mo nkyɛn yi, meretwerɛ yei mabrɛ mo, na sɛ meba a, mene mo anni no denden, sɛdeɛ tumi a Awurade de ama me sɛ ɛmma nkɔsoɔ na ɛnyɛ ɔsɛeɛ no teɛ no.

Awieeɛ

11 Afei awieeɛ, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, monnya adwene korɔ, montena asomdwoeɛ mu, na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn bɛdi mo akyi.

12 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea mo ho.

13 Ahotefoɔ no nyinaa kyeakyea mo.

14 Awurade Yesu Kristo adom, Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa.