Categories
2 Korintofoɔ

2 Korintofoɔ 1

Nkyea

1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Yesu Kristo somafoɔ ne onua Timoteo de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefoɔ nyinaa a wɔwɔ Akaia man nyinaa mu.

2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Awerɛkyekyerɛ ne ɔgyeɛ so aseda

3 Ayeyie nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya ne awerɛkyekyerɛ nyinaa Nyankopɔn

4 a, ɔkyekyere yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekyerɛ a Onyankopɔn de kyekyere yɛn werɛ no so, akyekyere wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ.

5 Na sɛdeɛ Kristo amanehunu a ɛso pa ara ba yɛn soɔ no, saa ara nso na yɛn awerɛkyekyerɛ nam Kristo so boro soɔ.

6 Na sɛ wɔteetee yɛn a, ɛyɛ awerɛkyekyerɛ ne nkwagyeɛ ma mo, na sɛ wɔkyekyere yɛn werɛ a, ɛyɛ awerɛkyekyerɛ ma mo; ɛno na ɛdi dwuma boasetɔ mu amaneɛ a yɛn nso yɛhunu no ara mu.

7 Na mo ho anidasoɔ a yɛwɔ no mu yɛ den, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ sɛdeɛ mohunu amaneɛ no bi no, saa ara nso na monya awerɛkyekyerɛ no bie.

8 Na, anuanom, yɛmpɛ sɛ yɛde ahohia a ɛbaa yɛn so Asia no sie mo, sɛ ɛhyɛɛ yɛn so boroo yɛn tumi so, maa afei yɛn kɔn dɔɔ wuo.

9 Na yɛn ara yɛhunuu no yɛn mu sɛ yɛbɛwu, enti yɛamfa yɛn ho anto yɛn ho so, na mmom yɛde yɛn ho too Onyankopɔn a ɔnyane awufoɔ no so.

10 Deɛ ɔyii yɛn firii saa owuo kɛseɛ yi mu no bɛkɔ so ara ayi yɛn, na yɛn ani da no so sɛ ɔbɛyi yɛn bio.

11 Mo nso monkoto nsrɛ mma yɛn abia, na wɔde adom akyɛdeɛ a wɔnam nnipa pii nkotosrɛ so bɛkyɛ yɛn no, ama nnipa bebree nso ada ase ama yɛn.

Paulo ahohoahoa

12 Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam.

13 Na yɛntwerɛ biribiara mmrɛ mo, gye deɛ mobɛtumi akenkan na moate aseɛ; na m’ani da so sɛ mobɛte aseɛ awie,

14 sɛdeɛ mo nso moate yɛn aseɛ fa-ne-fa, sɛ yɛyɛ mo ahohoahoa, sɛdeɛ mo nso moyɛ yɛn deɛ, yɛn Awurade Yesu da no.

Deɛ enti Paulo tu ne nsra hyɛ da

15 Na saa ahotosoɔ yi mu na mebɔɔ me tirim kane no sɛ anka mɛba mo nkyɛn, na moanya adom mmɔho,

16 na mabɛfa mo nkyɛn makɔ Makedonia, na masane mafiri Makedonia maba mo nkyɛn bio, na moagya me kwan ma makɔ Yudea.

17 Enti mebɔɔ me tirim saa no, medii adwenharesɛm anaa? Anaasɛ me tirim a mebɔeɛ no, mebɔɔ no honam fam, na m’asɛm ayɛ aane, aane ne dabi, dabi anaa?

18 Na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ nti, yɛn asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no nnyɛ aane ne dabi.

19 Na Nyankopɔn ba Kristo Yesu a me ne Silwano ne Timoteo kaa ne ho asɛm mo mu no, anyɛ aane ne dabi, na aane mmom na ɛwɔ ne mu.

20 Ɛfiri sɛ, Nyankopɔn bɔ dodoɔ a ɔhyɛeɛ no, ɔno mu na aane no wɔ, na ne mu nso na Amen no wɔ ma wɔnam yɛn so hyɛ Onyankopɔn animuonyam.

21 Na deɛ ɔde yɛne mo tim Kristo mu na wasra yɛn no ne Onyankopɔn;

22 ɔno nso na wasɔ yɛn ano, na wama yɛn Honhom no de ayɛ dwaha ama yɛn wɔ yɛn akoma mu.

23 Na me deɛ, mefrɛ Onyankopɔn sɛ ɔnni me kra adanseɛ sɛ, mempɛ sɛ mebɛho mo werɛ nti na mamma Korinto bio no.

24 Ɛnyɛ sɛ yɛhyɛ mo so wɔ mo gyidie ho, na mmom yɛyɛ mo anigyeɛ ho yɔnko adwumayɛfoɔ; ɛfiri sɛ gyidie na mode gyina hɔ.

Categories
2 Korintofoɔ

2 Korintofoɔ 2

Deɛ enti a Paulo mmaa Korinto

1 Na meyɛɛ m’adwene sɛ meremfa awerɛhoɔ memma mo nkyɛn bio.

2 Na sɛ meho mo werɛ a, na hwan na ɔma me bo tɔ me yam sɛ deɛ mehoo ne werɛ no ara?

3 Na metwerɛɛ ade korɔ yi ara, na sɛ menya meba a, wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye m’ani no anho me werɛ; ɛfiri sɛ mewɔ mo mu awerɛhyɛmu sɛ m’anigyeɛ yɛ mo nyinaa dea.

4 Na mefiri akoma mu ahohia ne ahometeɛ pii mu de nisuo bebree na metwerɛɛ mo, ɛnyɛ sɛdeɛ mo werɛ bɛhoɔ, na mmom sɛdeɛ mobɛhunu ɔdɔ kɛseɛ a mewɔ ma mo.

Wɔtumi gye ɔdebɔneyɛni a ɔnu ne ho

5 Na sɛ obi ayi awerɛhoɔ a, ɛnyɛ me na wayi me awerɛhoɔ, na ɔkwan bi so no — meka yei na me kasa no mu anyɛ den dodo — ɛyi mo nyinaa awerɛhoɔ.

6 Ka a mo mu bebree aka saa onipa no anim no dɔɔso ma no,

7 enti afei momfa nkyɛ mmom na monkyekyere ne werɛ, na awerɛhoɔ bebree no ammene no.

8 Enti metu mo fo sɛ monyi ɔdɔ adi nkyerɛ no.

9 Na yei nti nso na metwerɛeɛ, sɛ mɛhunu sɛ wɔasɔ mo ahwɛ ahunu sɛ mo aso yɛ mmerɛ wɔ adeɛ nyinaa mu anaa?

10 Na deɛ mode biribi kyɛ no no, me nso mede kyɛ no. Na sɛ mede biribi makyɛ a, deɛ mede makyɛ no, mo nti na mede kyɛɛ Kristo anim;

11 na Satan anni yɛn amim; ɛfiri sɛ yɛnim n’akwan.

Adwumaden ne ne nkɔsoɔ

12 Nanso mebaa Troa bɛkaa Kristo asɛmpa, na wɔbuee ɛpono maa me Awurade mu no,

13 mannya honhom mu ahomeka, ɛfiri sɛ manhunu me nua Tito; enti mekraa wɔn mefirii hɔ mekɔɔ Makedonia.

14 Na aseda nka Onyankopɔn a ɔma yɛdi Kristo mu nkonim daa, na ɔnam yɛn so yi ne nimdeɛ ho hwa adi mmaa nyinaa;

15 ɛfiri sɛ yɛyɛ Kristo aduhwam ma Onyankopɔn, de ma wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera nyinaa.

16 Yɛyɛ owuo hwa a ɛde kɔ owuo mu ma ebinom, na yɛyɛ nkwa hwa a ɛde kɔ nkwa mu ma ebinom nso. Na hwan na ɔfata yeinom?

17 Na yɛnte sɛ nnipa bebree a wɔnenam tɔn Nyankopɔn asɛm no, na mmom sɛ wɔn a wɔyi wɔn yam kasa, Nyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu wɔ Nyankopɔn anim.

Categories
2 Korintofoɔ

2 Korintofoɔ 3

Paulo ahotosoɔ di n’adwuma ho adanseɛ

1 Yɛrefiti aseɛ bio ayi yɛn ho ayɛ anaa? Anaasɛ ɛhia ma yɛn sɛ yɛde ayeyie krataa brɛ mo anaasɛ yɛnya bi firi mo nkyɛn, sɛdeɛ ebinom yɛ no anaa?

2 Mone yɛn krataa a wɔatwerɛ no yɛn akoma mu a nnipa nyinaa hunu na wɔkenkan,

3 na moda adi sɛ moyɛ Kristo krataa a wɔnam yɛn som so twerɛeɛ; wɔamfa adubire, na mmom wɔde Onyankopɔn teasefoɔ no honhom na ɛtwerɛeɛ, ɛnyɛ aboɔ apono so, na mmom akoma ho nam apono so.

Onyankopɔn ma Paulo fata n’adwuma

4 Saa ahotosoɔ yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Nyankopɔn fam.

5 Ɛnyɛ sɛ yɛn ara yɛfata sɛ yɛbɛsusu ahunu biribi sɛdeɛ ɛfiri yɛn ara yɛn mu, na mmom yɛn fata a yɛfata no firi Nyankopɔn mu.

6 Ɔno na wama yɛafata sɛ apam foforɔ ho asomfoɔ, nyɛ atwerɛdeɛ mu, na mmom honhom mu, ɛfiri sɛ atwerɛdeɛ deɛ, ɛkum, na honhom deɛ ɛma nkwa.

Gyidie foforɔ animuonyam

7 Na sɛ owuo som no a wɔde atwerɛdeɛ kurukyire wɔ aboɔ soɔ no nyaa animuonyam maa Israel mma antumi annyene wɔn ani anhwɛ Mose anim, n’anim animuonyam a na ɛretwa mu no nti a,

8 ɛbɛyɛ dɛn na honhom som no mmom rennya animuonyam?

9 Na sɛ afobuo som no yɛ animuonyam a, ɛnneɛ na tenenee som no mmom boro so pii animuonyam mu.

10 Na mpo, deɛ wɔahyɛ no animuonyam no nni yei fam animuonyam, animuonyam a ɛboro soɔ no nti.

11 Na sɛ deɛ ɛretwa mu no nam animuonyam so a, ɛnneɛ na deɛ ɛtena hɔ no mmom wɔ animuonyam pii.

12 Na sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa,

13 na yɛnte sɛ Mose a ɔde nkatanimu kataa n’anim, na Israel mma antumi annyene wɔn ani anhwɛ deɛ ɛretwa mu no awieeɛ,

14 nanso wɔn adwenem yɛɛ wɔn sum, na ɛde bɛsi nnɛ mpo, nkatanimu no da so ara da apam dada kenkan so a wɔnnya nyiiɛ, ɛfiri sɛ Kristo mu (nko) na wɔyie.

15 Na ɛde bɛsi nnɛ mpo, sɛ wɔkenkan Mose nwoma a, nkatanimu no da so kata wɔn akoma so;

16 na sɛ wɔdane ba Awurade nkyɛn a, wɔbɛyi nkatanimu no.

17 Na Awurade ne honhom no; na faako a Awurade honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadie wɔ.

18 Na yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ Awurade animuonyam no sɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu, na wɔsakyera yɛn kɔ suban korɔ no ara mu firi animuonyam mu kɔ animuonyam mu, na yei ɛfiri Awurade honhom no ara.

Categories
2 Korintofoɔ

2 Korintofoɔ 4

Agyapadeɛ a ɛgu dɔteɛ anwenneɛ mu

1 Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborɔhunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa aba,

2 na mmom yɛapo aniwudeɛ a ɛhunta no, na yɛnnante anifire mu, anaasɛ yɛmfra Nyankopɔn asɛm no mu, na mmom yɛda nokorɛ no adi, de yi yɛn ho kyerɛ nnipa nyinaa, Nyankopɔn anim.

3 Na sɛ yɛn asɛmpa so akata a, ɛso akata wɔ wɔn a wɔreyera no mu;

4 wɔn mu na wiase nyame afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn suban no animuonyam asɛmpa no hann anhyerɛn amma wɔn.

5 Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom Kristo Yesu, sɛ ɔne Awurade, ɛne yɛn nso, sɛ Yesu nti yɛyɛ mo nkoa.

6 Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.

Paulo ahoɔden firi Nyankopɔn nkyɛn

7 Na yɛwɔ saa agyapadeɛ yi wɔ dɔteɛ anwenneɛ mu, sɛdeɛ wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro soɔ no ayɛ Nyankopɔn dea, na amfiri yɛn mu.

8 Ade nyinaa mu wɔhiahia yɛn ho, nanso yɛn home ntee; yɛn ho akyere yɛn, nanso yɛn ani ntanee.

9 Wɔtaataa yɛn, nanso wɔmpaa yɛn akyi; wɔabɔ yɛn ato fam, nanso wɔnsɛee yɛn.

10 Daa yɛso Awurade Yesu wuo no wɔ yɛn nipadua mu nam, na Yesu nkwa no nso ada adi yɛn nipadua mu.

11 Ɛfiri sɛ yɛn a yɛte aseɛ yi, daa Yesu nti, wɔyi yɛn ma owuo, na Yesu nkwa no nso ada adi yɛn honam a ɛbɛwuo no mu.

12 Enti owuo di dwuma wɔ yɛn mu, na nkwa di dwuma wɔ mo mu.

Daa nkwa ho anidasoɔ

13 Na sɛ yɛwɔ gyidie honhom korɔ no ara nti, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Megye mediiɛ, na mekasaeɛ, yɛn nso yɛgye di na enti yɛkasa nso;

14 na yɛnim sɛ, deɛ ɔnyanee Awurade Yesu no bɛnyane yɛn nso, ne Yesu, na wayi yɛne mo akyerɛ.

15 Aane, mo nti na ne nyinaa yɛ, na adom no adɔɔso afa nnipa pii so ama aseda aboro so ama Onyankopɔn animuonyam.

Ɛtumi ba sɛ wɔnam seesei amanehunu so nya daa animuonyam

16 Yei nti na yɛmpa aba, na sɛ yɛn honam ani nipa yi resɛe mpo a, emu nohoa nipa no dane foforɔ daa daa.

17 Na yɛn seesei amanehunu a ɛyɛ hare yi resiesie daa animuonyam a ɛso kokuroo tra so pii ama yɛn,

18 na yɛnhwɛ nnoɔma a wɔhunu, na mmom yɛhwɛ nnoɔma a wɔnhunu; ɛfiri sɛ nnoɔma a wɔhunu no nkyɛ na atwa mu; na nnoɔma a wɔnhunu no na ɛtena hɔ daa.

Categories
2 Korintofoɔ

2 Korintofoɔ 5

Honhom fam nipadua

1 Na yɛnim sɛ, sɛ wɔnya dwiri yɛn asase so ntomadan yi a, yɛbɛnya efie a ɛfiri Onyankopɔn, ɛdan a wɔamfa nsa ansie, a ɛwɔ hɔ daa ɔsoro.

2 Ɛfiri sɛ yei mu deɛ, yɛsi apini na yɛn ani agyina sɛ yɛbɛhyɛ yɛn fie a ɛfiri soro no afoa so,

3 ɛno na sɛ yɛhyɛ a, wɔrenhu yɛn adagya mu.

4 Na yɛn a yɛte ntomadan yi mu yi si apini na ɛhyɛ yɛn so, ɛfiri sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɛda adagya, na mmom yɛpɛ sɛ yɛhyɛ foa soɔ, na nkwa amene deɛ ɛwuo no.

5 Na deɛ wasiesie yɛn ama saa adeɛ yi ne Onyankopɔn a ɔno ara ankasa de Honhom no dwaha nso ama yɛn no.

Ɔsoro fie

6 Enti yɛhyɛ yɛn ho den daa, na yɛnim sɛ yɛte fie wɔ nipadua mu yi, yɛnte fie wɔ Awurade nkyɛn;

7 ɛfiri sɛ yɛnam gyidie mu, na ɛnyɛ anihunu so.

8 Na yɛwɔ saa awerɛhyɛmu yi, na ɛyɛ yɛn fɛ mmom sɛ yɛbɛfiri nipadua mu fie ha akɔtena efie wɔ Awurade nkyɛn.

9 Enti nso yɛbɔ mmɔden sɛ, sɛ yɛwɔ nipadua mu fie oo, yɛfiri hɔ oo, yɛbɛsɔ n’ani.

10 Na ɛtwa sɛ yɛn nyinaa yɛkɔpue Kristo atemmuo adwa no anim hɔ, na obiara anya deɛ ɔnam nipadua so yɛeɛ no, papa oo, bɔne oo, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.

Suro a wɔsuro ne dɔ a wɔdɔ Kristo

11 Na sɛ yɛnim Awurade ho hu nti, yɛkasa kyerɛ nnipa sɛ wɔnhu no saa, na Onyankopɔn deɛ, yɛada adi ama no; na m’ani da so sɛ, yɛada adi wɔ mo ahonim mu nso.

12 Na yɛnsane nyi yɛn ho ayɛ nkyerɛ mo bio, na mmom yɛrema mo deɛ monam so bɛhoahoa mo ho yɛn fam, na moanya deɛ mode bɛbua wɔn a wɔhoahoa wɔn ho nnipa anim na ɛnyɛ akoma mu.

13 Na sɛ yɛbɔ dam a, yɛbɔ ma Onyankopɔn; na sɛ yɛn adwene mu da hɔ a, ɛda ma mo.

14 Na Kristo dɔ no kanyan yɛn; ɛfiri sɛ yɛbu atɛn sɛ, ɔbaako wu maa wɔn nyinaa, enti na wɔn nyinaa awu.

15 Na ɔwu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte aseɛ no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama deɛ ɔwuiɛ na wɔnyanee no maa wɔn no.

Nkwa adwene foforɔ

16 Enti ɛfiri nnɛ yi, yɛnnim obiara honam fa mu; na sɛ yɛhunuu Kristo honam fa mu mpo a, afei deɛ yɛnnim no saa bio.

17 Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔdeɛ foforɔ; nnoɔma dada no atwa mu; hwɛ, nnoɔma nyinaa ayɛ foforɔ.

18 Na yei nyinaa firi Onyankopɔn a ɔnam Kristo so apata atwe yɛn afam ne ho, na ɔde nkabom som dwumadie ama yɛn no;

19 ɛne sɛ, Onyankopɔn wɔ Kristo mu a ɔrepata twe wiase fam ne ho, na wammu wɔn mfomsoɔ angu wɔn so, na wɔde nkabom asɛm no ahyɛ yɛn nsa.

Asomdwoeɛ ne ayɔnkofa ho kaseɛ

20 Enti yɛyɛ abɔfoɔ ma Kristo, ɛte sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retu foɔ; yɛgyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Mo ne Nyankopɔn nka mmom.

21 Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.

Categories
2 Korintofoɔ

2 Korintofoɔ 6

1 Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ monnnye Nyankopɔn adom no kwa.

2 Na ɔka sɛ:

Ɛberɛ a ɛsɛ mu na matie woɔ,

nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ!

Hwɛ, ɛnnɛ ne adom berɛ; hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da.

Asomafoɔ no adansedie nwoma

3 Na yɛnto obiara suntidua, na wɔannya mfomsoɔ biara wɔ yɛn som ho,

4 na mmom nnoɔma nyinaa mu, yɛyi yɛn ho kyerɛ sɛ Nyankopɔn asomfoɔ: Boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyere mu, ahometeɛ mu;

5 ɛhweɛ mu, afiaseda mu, mansotwe mu, adwuma den mu, ɛpɛsire mu, mmuada mu;

6 ahoteɛ mu, nimdeɛ mu, abodwokyɛre mu, ayamyɛ mu, Honhom Kronkron mu, ɔdɔ a nkontompo nni mu mu;

7 nokorɛ asɛnka mu, Nyankopɔn tumi mu, tenenee akodeɛ mu wɔ nifa ne benkum;

8 animuonyam ne animguaseɛ mu, atenka bɔne ne atenka pa mu; sɛ asisifoɔ, nanso wɔyɛ nokwafoɔ;

9 sɛ wɔn a wɔnnim wɔn, nanso wɔnim wɔn yie, sɛ wɔn a wɔrewuo, na hwɛ, yɛte ase; sɛ wɔn a wɔtwe wɔn aso, nanso wɔnkum wɔn;

10 sɛ awerɛhofoɔ, nanso wɔn ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nanso wɔma nnipa bebree nya wɔn ho; sɛ wɔn a wɔnni hwee, nanso wɔwɔ nnoɔma nyinaa.

Ɔdɔ ho adesrɛ

11 O Korintofoɔ, yɛaka no pefee akyerɛ mo, yɛn akoma mu atrɛ.

12 Ɛnyɛ yɛn mu na monsene, na mmom mo ara mo yam na monsene.

13 Na mo nso — meka yei kyerɛ mo sɛ mma — montrɛ mo mu saa ara mfa ntua ka.

Ɔbara wɔne abosonsomfoɔ ntam ayɔnkofa

14 Mo ne wɔn a wɔnnye nnie ntwe kɔnnua korɔ; twaka bɛn na tenenee ne amumuyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne esum wɔ?

15 Na koroyɛ bɛn na ɛwɔ Kristo ne Belial ntam? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne deɛ ɔnnye nnie wɔ?

16 Na baakoyɛ bɛn na Nyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte aseɛ no asɔrefie, sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ:

Mɛtena wɔn mu, na manante wɔn mu,

na mayɛ wɔn Nyankopɔn,

na wɔayɛ me man.

17 Enti momfiri wɔn mu,

na monte mo ho mfiri wɔn mu, Awurade na ɔseɛ,

na monnka deɛ ɛyɛ fi;

na me nso magye mo,

18 na mayɛ mo agya,

na moayɛ me mmammarima ne mmammaa,

Awurade Tumfoɔ na ɔseɛ.

Categories
2 Korintofoɔ

2 Korintofoɔ 7

1 Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahoteɛ Onyankopɔn suro mu.

Paulo ne agyidifoɔ ntam dɔ

2 Mommue mo akoma mu mma yɛn; yɛnyɛɛ obiara bɔne, yɛnsɛee obiara, yɛnsisii obiara.

3 Menka yei wɔ afobuo kwan so; ɛfiri sɛ maka dada sɛ, sɛ yɛwu oo, yɛte ase oo, mohyɛ yɛn akoma mu.

4 Mewɔ akokoɔduro kɛseɛ wɔ mo ho, mewɔ mo ho ahohoahoa pii; awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma, na m’anigyeɛ aboro so pii yɛn ahohia nyinaa mu.

Tito ba a ɔbaeɛ

5 Na yɛbaa Makedonia no nso, yɛn honam annya ahome biara, na mmom yɛn ho hiahiaa yɛn afa nyinaa: Ɔko atwa yɛn ho ahyia, na ehu ahyɛ yɛn mu ma;

6 nanso Onyankopɔn a ɔkyekyere ahobrɛaseɛfoɔ werɛ no de Tito ba a ɔbaeɛ no kyekyeree yɛn werɛ.

7 Na ɛnyɛ ne ba no nko ara, na mmom awerɛkyekyerɛ nso a ɔnyaa no mo ho berɛ a ɔkaa mo anigyina wɔ yɛn ho, mo awerɛhodie, me ho mmɔden a mobɔ a ɛmaa m’ani gyee pii kyerɛɛ yɛn no.

Korintofoɔ ahonu

8 Na sɛ mede me krataa no maa mo werɛ hoo mpo a, (mennu me ho); na sɛ menuu me ho nso a, na mehunu sɛ krataa no, sɛ ɛyɛ dɔnhwereɛ pɛ mpo a, ɛhoo mo werɛ.

9 Afei m’ani agye, ɛnyɛ sɛ mo werɛ hoeɛ ntira, na mmom sɛ mo werɛ ho kɔɔ adwensakyera mu; ɛfiri sɛ mo werɛ hoo Nyankopɔn kwan so, na yɛn nti moanhwere biribi wɔ biribiara mu.

10 Na Nyankopɔn kwan so awerɛhoɔ yɛ adwensakyera a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu, a wɔnnu wɔn ho wɔ ho; na ewiase awerɛhoɔ deɛ, ɛma owuo.

11 Na mo werɛ a ɛhoo Nyankopɔn kwan soɔ no ara, monhwɛ nsiyɛ korɔ a ɛmaa mo, ɛne anoyie ne ahi ne ehu ne anigyina ne mmɔdemmɔ ne aweretɔ!

Na biribiara mu no moyii mo ho kyerɛɛ sɛ mo ho te, asɛm no mu.

12 Enti sɛ metwerɛɛ mo a, na ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ bɔne no ntira, nso ɛnyɛ deɛ wɔyɛɛ no bɔne no ntira, na mmom sɛdeɛ nsiyɛ a mowɔ no yɛn ho no bɛda adi mo Nyankopɔn anim.

Paulo anidasoɔ baa mu

13 Yei nti yɛn werɛ akyekye. Na yɛn awerɛkyekyerɛ yi mu yɛn ani gye boroo so, ɛnam Tito anigyeɛ no nti, ɛfiri sɛ mo nyinaa momaa ne honhom nyaa ahotɔ.

14 Na sɛ mede mo mehoahoa me ho mekyerɛɛ no a, m’ani anwu, na mmom sɛdeɛ yɛkaa mo nsɛm nyinaa nokorɛ mu no, saa ara nso na yɛn ahoahoa a yɛhoahoaa yɛn ho wɔ Tito anim no ayɛ nokorɛ.

15 Na n’akoma wɔ mo ho pii boro so, na ɔkae mo nyinaa setie, sɛdeɛ mode suro ne ahopopoɔ gyee no no.

16 M’ani agye sɛ biribiara mu mewɔ mo mu awerɛhyɛmu.

Categories
2 Korintofoɔ

2 Korintofoɔ 8

Akyɛdeɛ a ɛfiri Makedonia

1 Nanso, anuanom, yɛrema moahunu Nyankopɔn adom a wɔde adom Makedonia asafo no,

2 ɛfiri sɛ, wɔn ahohiahia sɔhwɛ kɛseɛ mu no, wɔn anigyeɛ buu so maa wɔn wɔ wɔn hia bebrebe mu mpo, wɔyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛe;

3 na medi wɔn ho adanseɛ sɛ, wɔde wɔn ara wɔn pɛ maa sɛdeɛ wɔbɛtumi, wɔma maa no boroo wɔn ahoɔden so mpo,

4 na wɔkoto srɛɛ yɛn pii sɛ, wɔbɛnya kyɛfa wɔ som a wɔde som ahotefoɔ wɔ adɔeyɛ ho.

5 Na ɛnyɛ sɛdeɛ na yɛn ani da soɔ no, na mmom wɔnam Onyankopɔn pɛ so dii kan de wɔn ho maa Awurade, na afei wɔde wɔn ho maa yɛn nso,

6 na ama yɛsrɛɛ Tito sɛ, sɛdeɛ ɔfirii aseɛ kane no, ɔnwie adɔeyɛ no saa ara wɔ mo mu.

7 Na sɛdeɛ moboro so nnoɔma nyinaa mu no, gyidie ne kasa ne nimdeɛ ne mmɔdemmɔ nyinaa ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu no, monhwɛ sɛ mobɛboro so adɔeɛ yi mu nso.

Yesu nhwɛsoɔ

8 Menka no ɔhyɛ so, na mmom menam ebinom mmɔdemmɔ so meresɔ mo dɔ mapa no ahwɛ.

9 Na monim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefoɔ deɛ, nanso mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, na monam ne hia no so abɛyɛ adefoɔ.

10 Na m’adwene a ɛwɔ ho ne sɛ, ɛfata sɛ afei mowie deɛ afe ni, ɛnyɛ ɔyɛ nko ara na mofirii aseɛ yɛeɛ, na mmom monyaa ho pɛ no nso.

Ɔdɔ ne mmoa

11 Na afei monwie ne yɛ no nso, na sɛdeɛ mowɔ akoma a ɛpɛ no, moafiri deɛ mowɔ no mu awie ne yɛ no saa ara.

12 Na sɛ akoma a ɛpɛ no wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛdeɛ onii wɔ adeɛ, na ɛnyɛ sɛdeɛ ɔnnie.

13 Na ɛnyɛ sɛ ebinom ho dwo wɔn na mo deɛ mo ho hiahia mo,

14 na mmom sɛ ɛnyɛ pɛpɛɛpɛ nti; na saa berɛ yi mu, mo mmorosoɔ akɔgu wɔn hia mu, na wɔn mmorosoɔ nso abɛgu mo hia mu, na ayɛ pɛpɛɛpɛ,

15 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Deɛ ɔboaboaa bebree ano no, annya ammoro so,

na deɛ ɔboaboaa kakraa bi ano no, anhia no hwee.

Tito adwuma foforɔ

16 Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito akoma mu.

17 Ɛwɔ mu sɛ yɛn afotuo na ɔtieeɛ deɛ, nanso ne mmɔdemmɔ mmorosoɔ nti na ɔde ɔno ara ne pɛ baa mo nkyɛn.

18 Na yɛasoma no ne onua bi a wɔayi no ayɛ wɔ asɛmpa no ka ho wɔ asafo no nyinaa mu no,

19 na ɛnyɛ yei nko ara, na ɔno na asafo no ayi no sɛ ɔne yɛn nnante nkura adɔeyɛ a yɛsom ho yi mu, mma Awurade no ara animuonyam, na ɛnkyerɛ yɛn mmɔdemmɔ kɛseɛ no.

20 Na yɛda yɛn ho so, na obiara annya yɛn ho asɛm anka wɔ akyɛdeɛ kɛseɛ a yɛsom ho yi ho;

21 na yɛdwene deɛ ɛfata, ɛnyɛ Awurade anim nko, na mmom nnipa anim nso.

22 Na yɛresoma yɛn nua a yɛanya no asɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ wɔ nnoɔma bebree mu no aka wɔn ho, na afei nso awerɛhyɛmu a ɔwɔ no mo mu nti, ɛma ne mmɔdemmɔ no boro so.

23 Na Tito deɛ, ɔyɛ me yɔnko ne me yɔnko dwumayɛfoɔ ma mo; yɛn nuanom no deɛ, wɔyɛ asafo ahodoɔ no asomafoɔ, Kristo animuonyam.

24 Enti monyi mo dɔ ne nhoahoa a yɛde hoahoa yɛn ho no nkyerɛ wɔn wɔ asafo ahodoɔ no anim.

Categories
2 Korintofoɔ

2 Korintofoɔ 9

Wɔnyi toɔ ansa na Paulo aba

1 Na ɛfa ahotefoɔ som no ho deɛ, ɛnhia sɛ metwerɛ mo;

2 ɛfiri sɛ menim ɛho adwene a mowɔ a mede mehoahoa me ho mekyerɛ Makedoniafoɔ, sɛ Akaiafoɔ siesiee wɔn ho afe ni. Na mo mmɔdemmɔ no akɔkanyan nnipa bebree.

3 Nanso masoma anuanom yi, na yɛn ahohoahoa a yɛhoahoa no mo ho no anyɛ kwa, na sɛdeɛ mekaeɛ no, moasiesie mo ho,

4 na sɛ Makedoniafoɔ bi ne me ba, na wɔbɛto mo sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn mpo yɛn ani bɛwu — nyɛ mene mo mmom — sɛ yɛde yɛn ho too mo soɔ.

5 Enti medwene sɛ ɛhia sɛ metu anuanom no foɔ sɛ wɔnni yɛn anim mmra mo nkyɛn na wɔmmɛsiesie mo nhyira a mahyɛ aseɛ masie no nto hɔ, na ada hɔ sɛ nhyira, na ɛnyɛ sɛ anibereɛ.

Deɛ yɛguo na yɛbɛtwa

6 Na yei deɛ, deɛ ɔdua no kyenkyenee mu no bɛtwa no kyenkyenee mu, na deɛ ɔdua no bafuu no bɛtwa no bafuu.

7 Sɛdeɛ obiara asusu n’akoma mu no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔte n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.

8 Na Onyankopɔn bɛtumi sɛ ɔma adom nyinaa boro so ma mo, na nnoɔma nyinaa mu ne daa nyinaa moanya deɛ ɛdɔɔso ma mo nyinaa, na moaboro so adwuma pa nyinaa mu,

9 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Ɔto pete, ɔde ma ahiafoɔ,

ne tenenee no wɔ hɔ daa.

Ayamyɛ so aba

10 Na deɛ ɔde aba ma ogufoɔ na ɔma paanoo sɛ aduane no, ɔbɛma aba a moguo no, na wama no adɔɔso, na wama mo tenenee aba no ase adɔre.

11 Na moanya mo ho biribiara mu, ama ayamyɛ nyinaa a ɛnam yɛn so no ama Onyankopɔn anya aseda.

12 Ɛfiri sɛ ɔsom yi ho adwuma deɛ, ɛnyɛ sɛ wɔde bɛyɛ deɛ ɛhia ahotefoɔ no nko ara, na mmom ɛnam aseda bebree a wɔde da Onyankopɔn no so bɛboro so.

13 Na wɔnam mo som a wɔhunu so, bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ mo setie a mode ka Kristo asɛmpa no, ne mo ayamyɛ a mode boa wɔn ne nnipa nyinaa mu,

14 na wɔn ara nso bɛbɔ mpaeɛ ama mo, na Nyankopɔn adom a aboro so agu mo soɔ no nti, wɔn ani bɛgyina mo.

15 Na aseda nka Onyankopɔn wɔ n’akyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho!

Categories
2 Korintofoɔ

2 Korintofoɔ 10

Honhom fam ko

1 Me Paulo ara na menam Kristo dwoɔ a ɔdwoɔ ne n’ayamyɛ so metu mo foɔ, me a mewɔ mo nkyɛn a, meyɛ mmɔborɔfoɔ wɔ mo mu, nanso menni mo nkyɛn a, meyɛ mo ho kokoɔdurufoɔ.

2 Na meresrɛ mo, na meba mo nkyɛn a, anhia sɛ mekyerɛ akokoɔduro a mahyɛ sɛ mede awerɛhyɛmu bɛsi me bo makyerɛ wɔ ebinom a wɔbu yɛn sɛ yɛnam honam fam no soɔ.

3 Na yɛnam honam mu deɛ, nanso yɛntu ɔsa honam fam;

4 ɛfiri sɛ yɛn sa a yɛtuo no akodeɛ nyɛ honam mu deɛ, na mmom ɛyɛ den Nyankopɔn anim sɛ yɛde bɛdwiri abankɛseɛ na yɛadwiri adwene

5 ne biribiara a ɛkorɔn a wɔma so de ne Nyankopɔn nimdeɛ di asie, na yɛafa adwene nyinaa dommum de ayɛ setie ama Kristo,

6 na yɛasiesie yɛn ho sɛ, sɛ mo setie wie pɛ yɛ a, yɛbɛtɔ asoɔden nyinaa so were.

Paulo kasa ne ne nneyɛɛ mu ahoɔden

7 Mohwɛ honam ani adeɛ anaa? Sɛ obi de ne ho to ne ho so sɛ ɔyɛ Kristo dea a, ma ɔno ara nnwene nso sɛ, sɛdeɛ ɔno yɛ Kristo dea no, sɛ nso yɛyɛ Kristo dea ne no.

8 Na sɛ mehoahoa me ho boro so kakra wɔ tumi a Awurade de ama yɛn mo nkɔsoɔ, na ɛnyɛ mo dwirie nti no ho mpo a, m’ani renwu,

9 na manyɛ sɛ deɛ mede nwoma mebɛyi mo hu.

10 Na wɔka sɛ: Ne nwoma no deɛ, emu yɛ duru, na ɛkura tumi, nanso ɔwɔ yɛn ntam a, ɔyɛ mmerɛ, na ɔkasa nso a, ahoɔden biara nnim.

11 Ma onii no nhunu sɛ, sɛdeɛ yɛnni hɔ a yɛteɛ wɔ nwoma mu asɛm mu no, saa ara nso na yɛwɔ hɔ a yɛteɛ wɔ nneyɛɛ mu.

Adwuma a Paulo yɛ ma Korintofoɔ

12 Na yɛnsi yɛn bo sɛ yɛbu yɛn ho fra wɔn a wɔyi wɔn ho ayɛ no mu bi, anaasɛ yɛde yɛn ho to wɔn ho, na mmom wɔn a wɔde wɔn ho susu wɔn ho, na wɔde wɔn ho to wɔn ara ho no, wɔnnim nyansa.

13 Na yɛn deɛ, yɛrenhoahoa yɛn ho mma no ntra so, na mmom sɛdeɛ susuhoma a Onyankopɔn de asusu ama yɛn sɛ yɛbɛduru mo nkyɛn bi no teɛ no.

14 Na yɛntwe yɛn mu ntra so sɛdeɛ yɛnnuru mo nkyɛn; ɛfiri sɛ yɛde Kristo asɛmpa no abɛduru mo nkyɛn nso.

15 Na yɛnhoahoa yɛn ho mma no ntra so wɔ ebinom adwuma mu, na yɛn ani da so sɛ, mo gyidie nyini a, yɛbɛyɛ mo mu kɛse aboro so, sɛdeɛ susuhoma no teɛ

16 ama yɛakɔka asɛmpa no wɔ mmeammea a ɛwɔ mo akyiri nohoa, na yɛamfa obi susuhoma so anhoahoa yɛn ho deɛ wɔawie dada no ho.

17 Na deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho wɔ Awurade mu;

18 ɛfiri sɛ ɛnyɛ deɛ ɔyi ne ho ayɛ na ɔfata, na mmom deɛ Awurade yi no ayɛ a.