Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 21

Manase di Yuda so hene

1 Manase bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia dummienu, na ɔdii hene mfeɛ aduonum nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hefsibah.

2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israelfoɔ anim no akyiwadeɛ.

3 Na ɔsane sisii sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia sɛesɛee no na ɔsisii afɔrebukyia maa Baal, na ɔyɛɛ Asera nnua sɛdeɛ Israelhene Ahab yɛeɛ no, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn.

4 Na ɔsisii afɔrebukyia AWURADE fie a AWURADE kaa ho asɛm sɛ: Yerusalem na mede me din bɛto hɔ, no mu.

5 Na ɔsisii afɔrebukyia maa ɔsoro asafo nyinaa AWURADE fie abannwa mmienu no so.

6 Na ɔmaa ne babarima faa ogya mu de bɔɔ afɔdeɛ, na ɔyɛɛ abayideɛ ne adebisadeɛ, na ɔhyehyɛɛ asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ, ɔmaa bɔne a ɔyɛeɛ no dɔɔso AWURADE ani so de huruu ne bo.

7 Na ɔde Asera ohoni a ɔyɛeɛ no sii efie no mu, efie a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Dawid ne ne ba Salomo no sɛ: Efie yi ne Yerusalem na mayi Israel mmusuakuo nyinaa mu na mede me din bɛto daa.

8 Nanso meremma Israel nan ntu nkyini mfiri asase a mede mama wɔn agyanom no so bio. Na deɛ wɔnyɛ nkutoo ne sɛ wɔhwɛ yɛ sɛdeɛ mahyɛ wɔn nyinaa ne sɛdeɛ mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa teɛ.

9 Nanso wɔantie, na Manase de wɔn yerae maa wɔyɛɛ bɔne sene amanaman a AWURADE sɛee wɔn firii Israel soɔ no.

10 Na AWURADE nam ne nkoa adiyifoɔ no so kaa sɛ:

11 Ɛsiane sɛ Yudahene Manase ayɛ saa akyiwadeɛ yi, na wayɛ bɔne asene deɛ Amorifoɔ a wɔdii n’anim yɛeɛ nyinaa, na ɔde n’abosonhuhuo ama Yuda nso ayɛ bɔne nti,

12 sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne mereba Yerusalem ne Yuda so a obiara a ɔbɛteɛ no, n’aso mmienu mu bɛyɛ no kyeoo.

13 Na mɛtwe Samaria susuhoma mu, ne Ahab fie so taahoma mu aba Yerusalem so, na mɛpepa Yerusalem mu sɛdeɛ wɔpepa ayowa mu, wɔpepa na wɔdane butuo;

14 na mɛpo m’agyapadeɛ nkaeɛ no, na mede wɔn ahyɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔayɛ fonam ne fomfa adeɛ ama wɔn atamfoɔ nyinaa,

15 ɛfiri sɛ wɔayɛ m’ani so bɔne na wɔahuru me bo firi da a wɔn agyanom firii Misraim baeɛ de bɛsi nnɛ.

16 Afei nso, mogya a ɛdi bem nso Manase kaa pii pa ara gui kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem ma firi ano kɔpem ano, ɛsono ne bɔne a ɔmaa Yuda yɛeɛ, sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ AWURADE ani soɔ no.

17 Na Manase ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne bɔne a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.

18 Na Manase tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no ne fie turo a ɛne Usa turo no mu; na ne ba Amon bɛdii n’adeɛ.

Amon di Yuda so hene

19 Amon bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu, na ɔdii hene mfeɛ mmienu Yerusalem. Na ne na din de Mesulemet a ɔyɛ Harus a ɔfiri Yotba ba.

20 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agya Manase yɛeɛ no,

21 na ɔnantee ɔkwan a n’agya nantee mu no nyinaa mu, na ɔsom abosonhuhuo a n’agya someeɛ no, na ɔsɔree wɔn;

22 na ɔgyaa AWURADE n’agyanom Nyankopɔn, na wannante AWURADE kwan mu.

23 Na Amon nkoa pam ne tiri so, na wɔkumm ɔhene no wɔ ne fie.

24 Na asase no sofoɔ no kunkumm wɔn a wɔpamm Ɔhene Amon tiri soɔ no nyinaa, na asase no sofoɔ no de ne ba Yosia sii hene n’ananmu.

25 Na Amon ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ no, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

26 Na wɔsiee no ne da mu, Usa turom, na ne ba Yosia bɛdii n’adeɛ.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 22

Yosia di Yuda so hene

1 Yosia bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia nwɔtwe, na ɔdii hene mfeɛ aduasa baako wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ɔfiri Boskat ba.

2 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na ɔnantee n’agya Dawid kwan nyinaa mu, na wammane ankɔ nifa anaa benkum.

Wɔhunu Mmara Nwoma no

3 Na Ɔhene Yosia afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu no, ɔhene somaa Mesulam ba Asalia ba Ɔtwerɛfoɔ Safan maa no kɔɔ AWURADE fie sɛ:

4 Kɔ ɔsɔfo panin Hilkia nkyɛn, na ɔmmu sika a wɔde baa AWURADE fie a ɛpono ano ahwɛfoɔ aboa ano afiri ɔman no nsam no ho nkonta mma wo,

5 na wɔmfa nhyɛ wɔn a wɔyɛ adwuma no a wɔde wɔn asisi AWURADE fie soɔ no nsam, na wɔmfa mma AWURADE fie mu adwumayɛfoɔ no sɛ wɔnsiesie efie no mu adango no,

6 ne nnua adwumfoɔ ne adansifoɔ ne abantofoɔ no, na wɔmfa ntotɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa, na wɔmfa nsiesie efie no;

7 nanso wɔne wɔn mmmu sika a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho nkonta, ɛfiri sɛ wɔyɛ no nokorɛ mu.

8 Na Ɔsɔfo panin Hilkia ka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Safan sɛ: Mahunu mmara nwoma no AWURADE fie. Na Hilkia de nwoma no maa Safan, na ɔkenkanee.

9 Na Ɔtwerɛfoɔ Safan baa ɔhene nkyɛn, na ɔde mu asɛm brɛɛ ɔhene sɛ: Wo nkoa ahwie sika a wɔhunuu no efie no mu no agu hɔ, na wɔde ahyɛ wɔn a wɔyɛ adwuma no a wɔde wɔn asisi AWURADE fie soɔ no nsa.

10 Na Ɔtwerɛfoɔ Safan bɔɔ din kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma bi ama me. Na Safan kenkanee no ɔhene anim.

11 Na ɛbaa sɛ ɔhene tee mmara nwoma no mu nsɛm no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.

12 Na ɔhene hyɛɛ Ɔsɔfoɔ Hilkia ne Safan ba Ahikam ne Mikaia ba Akbor ne Ɔtwerɛfoɔ Safan ne ɔhene akoa Asaia sɛ:

13 Monkɔ nkɔbisa AWURADE mma me, ne ɔman yi ne Yuda nyinaa, nwoma a moahunu yi mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuhyeɛ a adɛre atia yɛn no yɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ yɛn agyanom antie nwoma yi mu nsɛm no, sɛ wɔbɛyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no yɛn ho no.

Odiyifoɔ baa Hulda

14 Na Ɔsɔfoɔ Hilkia ne Ahikam ne Akbor ne Safan ne Asaia kɔɔ Odiyifoɔ baa Hulda a ɔyɛ Harhas ba Tikwa ba, ntadeɛ sohwɛfoɔ Salum yere nkyɛn, (nso na ɔte Yerusalem Fa a ɛtɔ so Mmienu mu), na wɔne no kasae.

15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ:

16 Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne bɛba ha ne ɛhafoɔ so, sɛdeɛ nwoma a Yuda hene akenkan no mu nsɛm nyinaa teɛ,

17 ɛsiane sɛ wɔagya me, na wɔakɔhye aduhwam ama anyame foforɔ, sɛ wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa rehuru me bo, enti m’abufuhyeɛ bɛdɛre atia ha yi, na ɛrennum.

18 Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa AWURADE no deɛ, sɛ monka nkyerɛ no nie: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Nsɛm a woateɛ no deɛ,

19 ɛsiane sɛ w’akoma yɛ bɛtɛɛ na woabrɛ wo ho ase AWURADE anim, sɛ wotee deɛ maka no, ɛha yi ne ɛhafoɔ ho, sɛ wɔbɛdane amamfo ne nnome, na woasunsuane wo ntadeɛ mu na woasu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ɔseɛ.

20 Enti hwɛ, wobɛtoa w’agyanom wɔ asamando, na wɔasie wo damena mu asomdwoeɛ mu, na w’ani renhunu ɔhaw a mede reba ha yi soɔ no nyinaa. Na wɔde asɛm no bɛsee ɔhene.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 23

Yosia gu abosonsom

1 Na ɔhene no soma maa wɔkɔboaboaa Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa ano baa ne nkyɛn.

2 Na ɔhene kɔɔ AWURADE fie, na Yuda mmarima nyinaa ne Yerusalemfoɔ nyinaa ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman mu no nyinaa, ɛfiri nketewa so kɔsi akɛseɛ soɔ ka ne ho. Na ɔkenkanee apam nwoma a wɔhunuu no AWURADE fie no mu nsɛm no nyinaa guu wɔn nyinaa aso mu.

3 Na ɔhene gyinaa simpie no so, na ɔyɛɛ apam wɔ AWURADE anim, sɛ ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa bɛdi AWURADE akyi, na wadi ne mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ so, sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no atim. Na ɔman no nyinaa gyinaa apam no so hyɛɛ bɔ.

Yosia gu abosonsom

4 Na ɔhene hyɛɛ Ɔsɔfo panin Hilkia ne asɔfoɔ a wɔdi soɔ no ne apono ano hwɛfoɔ no sɛ wɔnyi nnoɔma a wɔayɛ ama Baal ne Asera no nyinaa ne ɔsoro asafo nyinaa mfiri AWURADE fie no mu. Na ɔde firii Yerusalem kɔhyee, Kidron ho mfofowa mu, na ɔde ɛho nso no kɔɔ Betel.

5 Na ɔtutuu asɔfoɔ hunu a Yuda ahemfo sisiiɛ a wɔhyee nnuhwam Yuda nkuro mu, ne Yerusalem ho sorɔnsorɔmmea soɔ, ne wɔn a wɔhyee nnuhwam maa Baal ne owia ne ɔsrane ne ɔsoro-nsoromma ne ɔsoro asafo no nyinaa.

6 Na ɔyii Asera no firii AWURADE fie de firii Yerusalem kɔɔ Kidron subonhwa ho, na ɔhyee no Kidron subonhwa mu, na ɔyam no sɛ mfuturo na ɔde ne mfuturo no guu nkurɔfoɔ mma adamena so.

7 Na ɔbubuu nnwaman adan a ɛwɔ AWURADE fie, a mmaa nwonoo ntwamutam maa Asera wɔ mu no.

8 Na ɔkɔfaa asɔfoɔ no nyinaa firii Yuda nkuro mu bae, na ɔguu sorɔnsorɔmmea a asɔfoɔ no hyee hɔ nnuhwam no ho fi, firi Geba kɔsii Beer-seba, na ɔdwirii sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ deɛ wɔfa hyɛne Kuro no so hwɛfoɔ Yosua pono a ɛwɔ kuro pono no mu benkum soɔ no.

9 Nanso sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ no ammɔ AWURADE afɔrebukyia so afɔdeɛ Yerusalem, na wɔdii apiti no bi, wɔn nuanom mu.

10 Na ɔguu Tofeta ɛwɔ Hinom mma bonhwa mu no ho fi, na obiara amma ne babarima anaa ne babaa amfa ogya mu amma Molek bio.

11 Na ɔyii apɔnkɔ a Yuda ahemfo de ama owia no, AWURADE fie no ano, de kɔɔ opiani Natan-melek da a ɛwɔ akyire abannwa mu no ho, na owia nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee.

12 Na afɔrebukyia a ɛwɔ Ahas abansorodan atifi a Yuda ahemfo sisiiɛ ne afɔrebukyia a Manase sisii no AWURADE fie abannwa mmienu no soɔ no, ɔhene dwirii, na ɔyi firii hɔ, na ɔde ne mfuturo kɔguu Kidron subonhwa mu.

13 Na sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Yerusalem anim a ɛwɔ ɔsɛeɛ bepɔ nifa soɔ a Israelhene Salomo si maa Sidonfoɔ Astoret a ɛyɛ akyiwadeɛ ne Moabfoɔ Kemos, a ɛyɛ akyiwadeɛ ne Amon mma Milkom a ɛyɛ atantanneɛ no, ɔhene guu ho fi.

14 Na ɔbubuu adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no, na ɔde nnipa nnompe guguu ananmu.

15 Bio nso afɔrebukyia a ɛwɔ Betel, sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no yɛeɛ no, afɔrebukyia no nso ne sorɔnsorɔmmea no, ɔdwirii, na ɔhyee sorɔnsorɔmmea no yam no fekɔfekɔ maa ɛyɛɛ mfuturo, na ɔhyee Asera nnua no.

16 Na Yosia danee ne ho na ɔhunuu adamena a ɛwowɔ bepɔ no so hɔ no, na ɔsoma maa wɔkɔfaa nna no mu nnompe bɛhyee no afɔrebukyia no so guu ho fi, sɛ AWURADE asɛm a Nyankopɔn nipa a ɔkaa nsɛm yi no paee mu kaeɛ no teɛ.

17 Ɛnna ɔbisaa sɛ: Nkaeɛ boɔ bɛn na ɛwɔ hɔ a mehunu yi? Na kuro no mufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ Nyankopɔn nipa a ɔfirii Yuda baeɛ, na ɔbɛkaa adeɛ a woayɛ Betel afɔrebukyia yi no damena.

18 Na ɔse: Momma no nna hɔ, mma obiara nnhwanyan ne nnompe. Enti wɔanka ne nnompe ne odiyifoɔ a ɔfiri Samaria no nnompe.

19 Na sorɔnsorɔmmea adan a ɛwɔ Samaria nkuro mu a Israel ahemfo yeyɛeɛ sɛ wɔde rehuru AWURADE bo no nyinaa nso, Yosia yiyi kɔe, na ɔyɛɛ no sɛdeɛ ɔyɛɛ no Betel no ara.

20 Na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no nyinaa bobɔɔ afɔrebukyia no so afɔdeɛ, na ɔhyehyee nnipa nnompe wɔ wɔn so na ɔsane baa Yerusalem.

Yosia di Twam afahyɛ

21 Na ɔhene hyɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Monni Twam mma AWURADE mo Nyankopɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no apam nwoma yi mu no.

22 Na ɛfiri atemmufoɔ a wɔbuu Israel atɛn no berɛ so, ne Israel ahemfo ne Yuda ahemfo nna nyinaa na wɔnnii Twam bi sɛ yei,

23 gye Ɔhene Yosia afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu na wɔdii Twam yi maa AWURADE wɔ Yerusalem.

24 Nanso asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ ne efie ahoni ne abosom ahoni ne akyiwadeɛ a wɔhunuu no Yuda asase soɔ ne Yerusalem no nyinaa Yosia yi gui, sɛ ɔbɛma mmara nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma a Ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhunuu no AWURADE fie no mu no atim.

25 Na ne nsɛso hene bi anni n’anim a ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dane baa AWURADE nkyɛn sɛ Mose mmara no kyerɛ no, na n’akyiri nso obi ansɔre a ɔte sɛ ɔno.

26 Nanso AWURADE annane amfiri n’abufuhyeɛ kɛseɛ a ɛdɛre tiaa Yuda, abohuro a Manase de huruu ne boɔ no nyinaa nti no mu.

27 Na AWURADE kaa sɛ: Mɛyi Yuda nso afiri m’anim, sɛdeɛ meyii Israel no, na mapo Yerusalem kuro a mafa yi ne efie a mekaa sɛ: Me din bɛtena hɔ, no.

Yosia ahennie ba awieeɛ

28 Na Yosia ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.

29 Ne berɛ so na Misraimhene Farao Neko tu ba bɛnee Asiriahene koeɛ Eufrate asubɔnten ho. Na Ɔhene Yosia sii mu kɔhyiaa no. Na Yosia bɛtoo no no, Asiria hene kumm no Megido.

30 Na ne nkoa twee ne funu no teaseɛnam mu firi Megido de no baa Yerusalem, na wɔsiee no ne da mu. Na asase no sofoɔ no faa Yosia ba Yehoahas sraa no sii no hene n’agya ananmu.

Yehoahas di Yuda so hene

31 Yehoahas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu mmiɛnsa, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna babaa.

32 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no ara.

33 Na Farao Neko kyekyeree no Ribla, Hamat asase so sɛ ɔnnni Yerusalem so hene, na ɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ha ne sika dwetikɛseɛ baako toɔ too asase no so.

Yehoiakim di Yuda so hene

34 Na Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene n’agya Yosia ananmu, na ɔsakyeraa ne din too no Yehoiakim. Na Yehoahas deɛ, ɔfaa no kɔɔ Misraim, na ɔkɔwuu wɔ hɔ.

35 Na dwetɛ ne sika no, Yehoiakim de maa Farao, nanso ɔbɔɔ asase no boɔ sɛ wɔmma sika no sɛdeɛ Farao kaeɛ no, obiara sɛdeɛ ne boɔbɔ teɛ no, ɔgyee dwetɛ ne sika no firii asase no so nkurɔfoɔ no nkyɛn, sɛ ɔde rekɔma Farao Neko.

36 Yehoiakim bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ dubaako Yerusalem. Na ne na din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma babaa.

37 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no ara.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 24

Yehoiakim

1 Yehoiakim berɛ so na Babelhene Nebukadnessar tu baeɛ, na Yehoiakim yɛɛ no akoa mfeɛ mmiɛnsa; na ɔdanee ne ho tee Nebukadnessar so atua.

2 Na AWURADE somaa Kaldeafoɔ asafo ne Siriafoɔ asafo ne Moabfoɔ asafo ne Amon asafo baa ne so, na ɔsomaa wɔn baa Yuda so sɛ wɔmmɛsɛe no, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam ne nkoa adiyifoɔ so kaeɛ no teɛ no.

3 AWURADE anomu asɛm nko so na yei nam baa Yuda soɔ, sɛ ɔbɛyi wɔn afiri n’anim, Manase bɔne nti, sɛ deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa,

4 ne mogya a ɛdi bem nso a ɔka guiɛ, na ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma no nti. Na AWURADE ampɛ sɛ ɔde kyɛ.

5 Na Yehoiakim ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

6 Na Yehoiakim tii n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Yehoiakyin bɛdii n’adeɛ.

7 Na Misraimhene amfiri n’asase so amma bio, ɛfiri sɛ na Babel hene agye deɛ ɛyɛ Misraimhene dea nyinaa afiri Misraim subonhwa ano kɔsi Eufrate asubɔnten ho.

Yuda hene Yehoiakyin

8 Yehoiakyin bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia dunwɔtwe, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Nehusta a ɔyɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem babaa.

9 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no ara.

10 Ɛberɛ no mu na Babelhene Nebukadnessar nkoa tu baa Yerusalem, na wɔtuaa kuro no.

11 Na Babelhene Nebukadnessar baa kuro no so, nso na ne nkoa aka no ahyɛ mu.

12 Ɛnna Yudahene Yehoiakyin de ne ho kɔmaa Babel hene, ɔno ne ne na ne ne nkoa ne ne mmapɔmma, ne n’apiafoɔ. Na Babel hene faa no, n’ahennie afe a ɛtɔ so nwɔtwe no mu.

13 Na ɔkɔfaa AWURADE fie akoradeɛ nyinaa ne ahemfie akoradeɛ firi hɔ kɔe, na ɔtwitwaa sika nnoɔma a Israelhene Salomo yɛɛ no AWURADE aban mu no ho sika, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

14 Na ɔtuu Yerusalem nyinaa ne mmapɔmma nyinaa ne mmarima a wɔbɛtumi nyinaa kɔe, nnipa mpem du na ɔde wɔn kɔeɛ; adwumfoɔ ne atomfoɔ nyinaa ka ho, na wɔannya obiara, gye asase no so nkurɔfoɔ ahiafoɔ nko.

15 Na ɔtuu Yehoiakyin kɔɔ Babel; na ɔhene na ne ɔhene yerenom ne n’apiafoɔ ne asase no so atumfoɔ, ɔtuu wɔn firii Yerusalem de wɔn kɔɔ Babel,

16 ne mmarima akofoɔ nyinaa, mpemnson, ne adwumfoɔ ne atomfoɔ apem, wɔn nyinaa mmarima a wɔtumi kɔ ɔsa, na Babel hene tuu wɔn de wɔn kɔɔ Babel.

17 Na Babel hene tuu Yehoiakyin adeɛ so, na ɔde n’agya nuabarima Matania a ɔsakyeraa ne din frɛɛ no Sedekia no sii n’anan.

Sedekia di Yuda so hene

18 Sedekia bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu baako, na ɔdii hene mfeɛ dubaako wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna babaa.

19 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Yehoiakim yɛeɛ no ara.

20 Na ɛnam AWURADE abufuo so na ɔtuu Yerusalem ne Yuda firii n’anim guiɛ.

Na Sedekia tee Babel hene so atua.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 25

Yerusalem nkoguo

1 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, da a ɛtɔ so du no, Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛkyeree so nsraban, na wɔtotoo ho pie hyiae.

2 Na wɔtuaa kuro no kɔsii Ɔhene Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no mu.

3 Bosome a ɛtɔ so nnan da a ɛtɔ so nkron no, na ɛkɔm no mu ayɛ den kuro no mu, na aduane biara nni hɔ mma asase no so nkurɔfoɔ no.

4 Ɛnna wɔtuu kuro no fasuo mu tokuro, na ɔhene ne mmarima akofoɔ no nyinaa dwanee anadwo faa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam pono mu kɔe; nso na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia; na wɔfaa Yordan bonhwa kwan so kɔe.

5 Na Kaldeafoɔ dɔm tii ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko mpaperɛ so, na ne dɔm nyinaa firii ne ho hwetee.

6 Na wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babel hene wɔ Ribla, na ɔbuu no atɛn.

7 Na wɔkunkumm Sedekia mmammarima n’anim, na wɔtutuu Sedekia ani, na wɔguu no nkɔnsɔnkɔnsɔn na wɔde no kɔɔ Babel.

Wɔsɛe Asɔredan no

8 Na bosome a ɛtɔ so nnum da a ɛtɔ so nson a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunkron mu no, ankɔbeahene Nebusaradan, Babelhene akoa no baa Yerusalem,

9 na ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, na ɔde ogya hyee afie akɛseɛ nyinaa.

10 Na Kaldeafoɔ dɔm a wɔka ankɔbeahene no ho no dwirii Yerusalem afasuo no hyiae.

11 Na nkurɔfoɔ no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu, ne wɔn a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn, ne nkurɔfoɔ yuu no mu nkaeɛ no, ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn kɔe.

12 Na asase no so ahiafoɔ no bi deɛ, ankɔbeahene no gyaa wɔn hɔ, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfoɔ ne akuafoɔ.

13 Na kɔbere mfrafraeɛ adum a ɛwɔ AWURADE fie no ne nsugyeɛ nnaka ne kɔbere mfrafraeɛ po a ɛwɔ AWURADE fie no, Kaldeafoɔ bubui, na wɔsoaa kɔbere mfrafraeɛ no kɔɔ Babel.

14 Na nkukuo ne sesa adeɛ ne adumgya ne nyowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nnoɔma a wɔde yɛɛ ɔsom adwuma no nyinaa, wɔfae.

15 Saa nsramma kukuwa ne nkoraa no, deɛ ɛyɛ sika no, sika, ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ na ankɔbeahene no fa kɔeɛ.

16 Adum mmienu no, ɛpo baako no ne nsugyeɛ nnaka a Salomo yɛ maa AWURADE fie no, nnoɔma yi nyinaa kɔbere mfrafraeɛ no, wɔankari.

17 Adum no baako korɔn yɛ basafa dunwɔtwe, na ɛso duntire no yɛ kɔbere mfrafraeɛ, na duntire no korɔn yɛ basafa mmiɛnsa na ntentan ne atoaa aba nsɛsoɔ wowɔ duntire no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ. Na saa na odum a ɛtɔ so mmienu no nso teɛ, ntentan no ho.

Wɔfa nnipa a wɔwɔ Yuda kɔ Babel

18 Na awɛmfoɔ panin no faa Ɔsɔfoɔ panin Seraia ne ɔsɔfoɔ a ɔdi soɔ, Sefania, ne apono ano hwɛfoɔ baasa,

19 na kuro no mu nso ɔfaa opiani baako a wɔde no sii akofoɔ no soɔ, ne ɔhene afotufoɔ mu mmarima baanum a wɔhunuu wɔn kuro no mu, ne ɔtwerɛfoɔ, ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfoɔ kɔ ɔsa no, ne asase no so nkurɔfoɔ mu mmarima aduosia a wɔhunuu wɔn kuro no mu,

20 na ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔɔ Babel hene anim wɔ Ribla.

21 Na Babel hene bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn Ribla wɔ Hamat asase so. Saa na wɔtuu Yuda firii wɔn asase soɔ.

Wɔdi Gedalia awu

22 Na nkurɔfoɔ a wɔkaa Yuda asase soɔ a Babelhene Nebukadnessar maa wɔkaeɛ no, ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia sii wɔn so amrado.

23 Na dɔm no asafohene nyinaa, wɔn ne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Gedalia asi ɔhwɛfoɔ no, wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, Netania ba Ismael ne Karea ba Yohanan ne Netofani Tanhumet ba Seraia ne Maakatni bi ba Yaasania, wɔn ne wɔn mmarima.

24 Na Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima ntam, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro Kaldeafoɔ nkoa no, montena asase yi so, na monsom Babel hene, na ɛbɛwie mo yie.

25 Na bosome a ɛtɔ so nson no, Elisama ba Netania ba Ismael a ɔfiri ahemfo abusua mu bae, na mmarima du ka ne ho, na wɔbɛkum Gedalia ne Yudafoɔ ne Kaldeafoɔ a wɔka ne ho Mispa no nso.

26 Ɛnna nkurɔfoɔ no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ, ne dɔm so asafohene no, sɔre kɔɔ Misraim, ɛfiri sɛ na wɔsuro Kaldeafoɔ no.

Adom a wɔde dom Yehoiakyin

27 Na ɛbaa sɛ Yuda hene tukorɔ afe a ɛtɔ so aduasa nson bosome a ɛtɔ so dummienu da a ɛtɔ so aduonu nson, ɛne afe a Babelhene Ewil-merodak dii mu hene no, nam adom so yii Yudahene Yehoiakyin firii nneduadan mu,

28 na ɔne no kasaa kasa pa, na ɔmaa n’adwa so maa no kyɛnee ahemfo a wɔne no wɔ Babel no adwa,

29 na ɔmaa no yii n’afiase ntadeɛ, na ɔdidii n’anim daa ne nkwa nna nyinaa.

30 Na nnoɔma a ɛfiri ɔhene nkyɛn a wɔde ma no no, da biara no, wɔde maa no ne nkwa nna nyinaa.