Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 11

Atalia ahennie ne ne wuo

1 Na Ahasia ne na Atalia hunuu sɛ ne ba awuo no, ɔsɔree na ɔsɛee adehyeɛ abusua no nyinaa.

2 Na Ɔhene Yoram babaa Yehoseba, Ahasia nuabaa, faa Ahasia ba Yoas, na ɔwiaa no firii ɔhene mma a wɔreku wɔn no mu de no ne ne bagyegyefoɔ kɔɔ pia mu, na ɔde no hunta firii Atalia anim na wɔanku no.

3 Na ɔne no huntaa AWURADE fie mfeɛ nsia. Na Atalia dii asase no so hemmaa.

4 Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada soma maa wɔkɔfaa Karifoɔ ne awɛmfoɔ no ɔha ha so asafohene baa ne nkyɛn AWURADE fie, na ɔne wɔn pamee, na ɔmaa wɔkekaa ntam AWURADE fie, na ɔde ɔhene ba no kyerɛɛ wɔn.

5 Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Adeɛ a monyɛ nie: Mo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mmra adwuma homeda, na mommɛwɛn ɔhene fie,

6 (na nkyɛmu baako ntena Sur pono ano, na nkyɛmu baako nso ntena awɛmfoɔ akyiri pono no ano); na monwɛn efie no mmɔ ho ban.

7 Na mo mu asafokuo mmienu, wɔn a homeda wɔwɛn AWURADE fie no nkɔwɛn ɔhene no.

8 Na montwa ɔhene no ho nhyia, monkurakura mo akodeɛ mo nsam; na deɛ ɔbɛba mo kuo no mu no, monku no; na montena ɔhene ho, n’adifire ne ne muba mu.

9 Na asafohene no yɛɛ sɛdeɛ ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛeɛ no nyinaa, na wɔfaa wɔn nnipa a wɔba adwuma homeda ne wɔn a wɔmma homeda no, na wɔbaa Ɔsɔfoɔ Yehoiada nkyɛn.

10 Na ɔsɔfoɔ no de Ɔhene Dawid mpea ne akyɛm a ɛwɔ AWURADE fie no maa ɔha asafohene no.

11 Na awɛmfoɔ no gyinagyina ho kurakura wɔn akodeɛ wɔn nsam, ɛfiri ɛdan no anafoɔ fam ntwea so kɔsi ɛdan no atifi fam ntwea so, afɔrebukyia no ho ne ɛdan no ho, atwa ɔhene no ho ahyia.

12 Na ɔyii ɔhene ba no firii adi, na ɔde ahemmotire no bɔɔ ne ti, na ɔde adanseɛ nwoma no hyɛɛ ne nsa, na wɔsii no hene, na wɔsraa no ngo, na wɔbobɔɔ wɔn nsam sɛ: Ɔhene tiri nkwa!

13 Ɛnna Atalia tee awɛmfoɔ ne ɔman no gyegyeegye no, ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn AWURADE fie;

14 na ɔbɛhunui, na hwɛ, na ɔhene no gyina simpie no so sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no, na asafohene no ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfoɔ no nyinaa ani agye, na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto. Ɛnna Atalia sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔteaa mu sɛ: Atirisopam, atirisopam!

15 Na Ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no soɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyi no mfa mo mu mfi, na deɛ ɔbɛdi n’akyire no, momfa nkrantɛ nku no. Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Wɔnnku no AWURADE fie.

16 Enti wɔsɔɔ ne mu de no kɔfaa kwan a apɔnkɔ nam so ba ahemfie no so; na wɔkumm no hɔ.

Yehoiada Nhyehyɛɛ foforɔ

17 Na Yehoiada de apam too AWURADE ne ɔhene ne ɔman no ntam, sɛ wɔnyɛ AWURADE man; na ɔde too ɔhene ne ɔman no nso ntam.

18 Ɛnna asase no so nkurɔfoɔ nyinaa kɔɔ Baal fie kɔdwirii n’afɔrebukyia ne n’ahoni no, wɔbubuu no pasaa, na Baal sɔfoɔ Matan nso, wɔkum no afɔrebukyia no anim. Na ɔsɔfoɔ no de awɛmfoɔ gyinagyinaa AWURADE fie no ho.

19 Na ɔfaa asafohene ne Karifoɔ ne awɛmfoɔ ne asase no so nkurɔfoɔ nyinaa, na wɔde ɔhene no firii AWURADE fie siane bɛfaa awɛmfoɔ pono ano kwan so baa ahemfie, na ɔtenaa ahennwa no so.

20 Na asase no so nkurɔfoɔ nyinaa ani gyee, na kuro no mu dwoe; na Atalia deɛ, wɔde nkrantɛ kumm no ɔhene fie hɔ.

21 Yehoas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia nson.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 12

Yehoas di Yuda so hene

1 Yehu afe a ɛtɔ so nson so na Yehoas bɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduanan wɔ Yerusalem. Na ne na din de Sibia a ɔfiri Beer-seba.

2 Na Yehoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, ɛfiri sɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada na ɔkyerɛkyerɛɛ no.

3 Nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi; na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.

4 Na Yehoas ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ: Akronkronneɛ sika a wɔde ba AWURADE fie nyinaa ne obiara kra tiri sika sɛ wɔbɔ no boɔ no, ne sika biara nso a ɛba obi akoma mu sɛ ɔde bɛba AWURADE fie no,

5 asɔfoɔ no nnyegye no wɔn amannifoɔ nkyɛn, na wɔmfa nsiesiee efie no baabi a ayɛ agoɔ no ne baabiara a wɔbɛhunu sɛ agoɔ bi wɔ hɔ.

6 Na Ɔhene Yehoas afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa soɔ no, na asɔfoɔ no nnya nsiesiee efie no mu adango no.

7 Ɛnna Ɔhene Yehoas frɛɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada ne asɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na monsiesiee efie no mu adango no? Afei monnnyegye sika amannifoɔ nkyɛn bio, na monyi mma na wɔmfa nyɛ efie no adango no.

8 Na asɔfoɔ no penee sɛ wɔrennye ɔman no hɔ sika, na wɔrenyɛ efie no mu adango no bio.

9 Ɛnna Ɔsɔfoɔ Yehoiada faa adaka bi, na ɔtuu ne mmuasoɔ mu tokuro, na ɔde sii afɔrebukyia ho, deɛ wɔfa ba AWURADE fie no nifa; na asɔfoɔ a wɔhwɛ ɛpono no ano no de sika a wɔde ba AWURADE fie no nyinaa guu mu.

10 Na sɛ wɔhunu sɛ sika pii wɔ adaka no mu a, ɔhene atwerɛfoɔ ne ɔsɔfoɔ panin no foro ba, na wɔbɛkyekyere, na wɔkan sika a wɔhu no AWURADE fie no.

11 Na wɔde sika a wɔakarie no hyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ adwuma no a wɔde wɔn sisii AWURADE fie so ahwɛfoɔ no nsa, na wɔyi maa nnua adwumfoɔ ne adansifoɔ a wɔyɛ AWURADE fie no,

12 ne abantofoɔ, ne abotwafoɔ, ne sɛ wɔde bɛtɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa, sɛ wɔde bɛpempam AWURADE fie adango no, ne sɛ wɔde bɛtua efie no adango no bɛsiesie ho adeɛ a wɔhwereɛ nyinaa ka.

13 Nanso wɔamfa sika a wɔde ba AWURADE fie no mu bi anyɛ AWURADE fie dwetɛ nyowaa, adumgya, nkoraa, ntotorobɛnto anaa sika ne dwetɛ adeɛ biara.

14 Na wɔde maa wɔn a wɔyɛ adwuma no, na wɔde siesie AWURADE fie no.

15 Nanso wɔne nnipa a wɔde sika hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa mma adwumayɛfoɔ no ammu nkonta, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ no nokorɛ mu.

16 Asodie afɔdeɛ sika ne bɔne ho afɔdeɛ sika deɛ, wɔamfa amma AWURADE fie; ɛyɛ asɔfoɔ no dea.

Hasael tu Yerusalem so sa

17 Ɛberɛ no mu na Siriahene Hasael foro bɛnee Gat koeɛ, na ɔfae; na Hasael de n’ani kyerɛɛ sɛ ɔreforo aba Yerusalem.

18 Ɛnna Yudahene Yehoas faa akronkronneɛ nyinaa a n’agyanom Yuda ahemfo Yehosafat, Yehoram ne Ahasia yɛɛ no kronkron no ne n’akronkronneɛ ne sika a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu nyinaa, na ɔsoma maa wɔde kɔmaa Siriahene Hasael; ɛnna ɔfirii Yerusalem hɔ kɔeɛ.

19 Na Yehoas ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.

20 Na ne nkoa sɔre pam ne tiri so, na wɔkumm Yehoas wɔ Milo dan a ɛwɔ kwan a ɛde rekɔ Sila no mu.

21 Na ne nkoa Simeat ba Yosakar ne Somer ba Yehosabad bɔɔ no na ɔwui; na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, Dawid kuro mu; na ne ba Amasia bɛdii n’adeɛ.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 13

Yehoahas di Israel so hene

1 Yudahene Ahasia ba Yoas afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa so na Yehu ba Yehoahas bɛdii Israel so hene Samaria mfeɛ dunson.

2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔdii Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyi; wamfiri ho.

3 Na AWURADE bo fu tiaa Israel, na ɔde wɔn hyɛɛ Siriahene Hasael nsa ne Hasael ba Ben-hadad nsa wɔn nna nyinaa.

4 Na Yehoahas koto srɛɛ AWURADE, na AWURADE tiee no, ɛfiri sɛ ɔhunuu ɔhaw a Siriahene de reha Israel no.

5 Na AWURADE maa Israel ɔgyefoɔ, na wɔfirii Siriafoɔ nsa ase, na Israel mma tenaa wɔn ntomadan mu sɛ akane no.

6 Nanso wɔamfiri Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no fie bɔne ho; emu na wɔnanteeɛ. Na Asera nnua no nso sisii Samaria.

7 Na wɔannya dɔm biara amma Yehoahas gye apɔnkɔsotefoɔ aduonum ne nteaseɛnam du ne anammɔnmufoɔ mpem du, ɛfiri sɛ na Siriahene asɛe wɔn, na wayɛ wɔn sɛ mfuturo a wɔtiatia soɔ.

8 Na Yehoahas ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

9 Na Yehoahas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria; na ne ba Yoas bɛdii n’adeɛ.

Yehoas di Israel so hene

10 Yudahene Yoas afe a ɛtɔ so aduasa nson so na Yehoahas ba Yehoas bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ dunsia.

11 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho; emu na ɔnanteeɛ.

12 Na Yoas ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ, sɛ ɔne Yudahene Amasia dii ako no, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

13 Na Yoas tii n’agyanom wɔ asamando, na Yeroboam bɛtenaa n’adwa so; na wɔsiee Yoas Samaria kaa Israel ahemfo ho.

Elisa nkɔmhyɛ ne ne wuo

14 Nso na Elisa yare ne yadeɛ a ɔde wuiɛ no. Na Israelhene Yoas siane baa ne nkyɛn bɛsuu n’anim, na ɔkaa sɛ: M’agya, m’agya! Israel nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ!

15 Ɛnna Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔfa tadua ne agyan! Na ɔde tadua ne agyan brɛɛ no.

16 Na ɔka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Fa wo nsa sɔ tadua no mu. Na ɔde ne nsa sɔɔ mu; na Elisa de ne nsa guu ɔhene no nsa so.

17 Na ɔkaa sɛ: Hini apueeɛ mpomma no! Na ɔhiniiɛ. Na Elisa se: To! Na ɔtoe. Na ɔse: AWURADE nkonimdie agyan, Siria so nkonimdie agyan! Na wobɛbɔ Siria wɔ Afek akɔsi sɛ wobɛdwerɛ wɔn.

18 Na ɔkaa sɛ: Fa agyan no! Na ɔtasee. Na ɔka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: To bɔ fam! Na ɔto bɔɔ fam mprɛnsa, na ɔgyaeɛ.

19 Ɛnna Nyankopɔn nipa no bo fuu no kaa sɛ: Anka ɛsɛ sɛ woto no mprɛnnum anaa nsia; ɛno na anka wobɛbɔ Siria akɔsi sɛ wobɛdwerɛ wɔn; enti nso mprɛnsa pɛ na wobɛbɔ Siria.

20 Na Elisa wui, na wɔsiee no. Na afe no baeɛ no, Moabfoɔ afomfafoɔ asafo baa asase no so.

21 Na wɔrekɔsie onipa bi, na hwɛ, wɔhunuu asafokuo no, wɔtoo onipa no twenee Elisa da mu; na onipa no kɔkaa Elisa nnompe pɛ, ɔnyaa nkwa, na ɔsɔre gyinaa ne nan so.

Yehoas di Ben-hadad so nkonim

22 Na Siriahene Hasael haa Israel, Yehoahas nna nyinaa.

23 Nanso AWURADE dom wɔn, na ne yam hyehyee no maa wɔn, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ wɔn n’apam a ɔne Abraham, Isak ne Yakob pameeɛ no nti, na wampɛ sɛ ɔsɛe wɔn, na wanto wɔn antwene amfiri n’anim de bɛsi seesei.

24 Na Siriahene Hasael wuiɛ; na ne ba Ben-hadad bɛdii n’adeɛ.

25 Na Yehoahas ba Yehoas sane kɔgyee Hasael ba Ben-hadad nsam nkuro a ɔde ɔko bɛgyee no n’agya Yehoahas nsam no; mprɛnsa na Yoas bɔɔ no, na ɔgyee Israel nkuro no.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 14

Amasia di Yuda so hene

1 Israelhene Yoahas ba Yoas afe a ɛtɔ so mmienu mu na Yudahene Yoas ba Amasia bɛdii hene.

2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yehoadin a ɔfiri Yerusalem.

3 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, nanso na ɛnte sɛ n’agya Dawid; sɛdeɛ n’agya Yoas yɛeɛ no nyinaa na ɔno nso yɛeɛ,

4 nanso sorɔnsorɔmmea no deɛ, wɔanyi. Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.

5 Na ahennie no timm ne nsam no, ɔkumm ne nkoa a wɔkumm n’agya ɔhene no.

6 Na awudifoɔ no mma no deɛ, wanku wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara no mu sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ sɛ: Wɔnnkum agyanom mma nti a, nso wɔnkum mma agyanom nti, na mmom obiara bɔne so na wɔnkum no.

7 Ɔno na ɔkumm Edom mu nnipa mpemdu Nkyene-bonhwa mu, na ɔde ɔko faa Sela, na ɔtoo ne din Yokteel de bɛsi nnɛ.

8 Ɛberɛ no mu na Amasia somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Israelhene Yehu ba Yehoahas ba Yehoas nkyɛn sɛ: Bra, ma yɛnsɔ yɛn ho nhwɛ.

9 Na Israelhene Yehoas soma maa wɔbaa Yudahene Amasia nkyɛn sɛ: Nkasɛɛ dua a ɛwɔ Lebanon no soma maa wɔkɔɔ tweneduro a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo babaa ma me ba nware. Na wiram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sene bɛtiatiaa nkasɛɛ dua no so.

10 Kum deɛ woakum Edom, na w’akoma ama wo so. Ma w’animuonyam nnɔɔso mma wo na tena wo fie, na adɛn nti na wo ne mmusuo rebɛdi aperepereɛ na woahwe aseɛ, wo ne Yuda nyinaa?

11 Na Amasia antie. Ɛnna Israelhene Yehoas foro baeɛ, na wɔbɛhyiaam koe, ɔno ne Yudahene Amasia wɔ Bet-semes a ɛyɛ Yuda dea hɔ.

12 Na Yuda dii nkoguo wɔ Israel anim, na wɔdwane kokɔɔ wɔn ntomadan mu.

13 Na Israelhene Yoas kyeree Ahasia ba Yehoas ba Yudahene Amasia wɔ Bet-semes; na ɔbaa Yerusalem bɛdwirii Yerusalem fasuo firi Efraim pono no ho de kɔsii ntwea pono no ho basafa ahanan.

14 Na ɔfaa sika ne dwetɛ nyinaa ne nnwinneɛ a ɔhunuu no AWURADE fie, ne ahemfie akoradeɛ mu, ne nnommum pii, na ɔsane kɔɔ Samaria.

15 Na Yoas ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne mmaninneɛ ne sɛdeɛ ɔne Yudahene Amasia koeɛ no, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?

16 Na Yehoas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria kaa Israel ahemfo ho, na ne ba Yeroboam bɛdii n’adeɛ.

Yuda hene Amasia wuo

17 Yoas ba Yudahene Amasia tenaa ase Yehoahas ba Israelhene Yehoas wuo akyi mfirinhyia dunum.

18 Na Amasia ho nsɛm nkaeɛ no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.

19 Na wɔpam ne tiri so Yerusalem, na ɔdwane kɔɔ Lakis; na wɔsoma maa wɔtii no kɔɔ Lakis, na wɔkɔkumm no wɔ hɔ.

20 Na wɔde no too apɔnkɔ so bae, na wɔsiee no Yerusalem kaa n’agyanom ho, Dawid kuro mu.

21 Ɛnna Yuda man no nyinaa faa Asaria a wadi mfeɛ dunsia no na wɔsii no hene sii n’agya Amasia ananmu.

22 Ɔno na ɔkyekyeree Elat na ɔdane maa Yuda, na akyire yi no ɔhene no tii n’agyanom wɔ asamando.

Yeroboam a ɔtɔ so mmienu di Israel so hene

23 Yudahene Amasia, Yoas ba, afe a ɛtɔ so dunum so na Israelhene Yeroboam, Yoas ba, bɛdii hene, Samaria, na ɔdii adeɛ mfeɛ aduanan baako.

24 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne nyinaa ho.

25 Ɔno na ɔkɔgyee Israel hyeɛ sane maa wɔn de firi Hamat de bɛsi Araba po ano, sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔnam n’akoa Amitai ba Yona, odiyifoɔ a ɔfiri Gat-hefer so kaeɛ no.

26 Na AWURADE hunuu Israel amanehunu, sɛ ɛyɛ nwono papa, na ɔdehyeɛ ne akoa nyinaa kɔ a Israel nni ɔboafoɔ biara.

27 Nso na AWURADE nkaa sɛ ɔbɛpepa Israel din afiri ɔsoro ase, na ɔnam Yoas ba Yeroboam so gyee wɔn.

28 Na Yeroboam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ, sɛdeɛ ɔkoeɛ, ne sɛdeɛ ɔdanee Damasko ne Hamat a na ɛyɛ Yuda dea no maa Israel no, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?

29 Na Yeroboam tii n’agyanom Israel ahemfo wɔ asamando, na ne ba Sakaria bɛdii n’adeɛ.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 15

Asaria di Yuda so hene

1 Israelhene Yeroboam afe a ɛtɔ so aduonu nson mu na Yudahene Amasia ba Asaria bɛdii hene.

2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ dunsia, na ɔdii hene mfirinhyia aduonum mmienu wɔ Yerusalem. Na ne na din ne Yekolia a ɔfiri Yerusalem.

3 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Amasia yɛeɛ no nyinaa;

4 gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyie; na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam wɔ sorɔnsorɔmmea no so.

5 Na AWURADE bɔɔ ɔhene no maa no yaree kwata de kɔsii ne wuda; na ɔkɔtenaa fie foforɔ a obiara nte mu, na ɔhene ba Yotam na ɔdii efie no soɔ na ɔbuu asase no sofoɔ atɛn.

6 Na Asaria ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?

7 Na Asaria tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho Dawid kuro mu; na ne ba Yotam bɛdii n’adeɛ.

Sakaria di Yuda so hene

8 Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduasa nwɔtwe mu na Yeroboam ba Sakaria bɛdii Israel so hene Samaria. Ɔdii hene abosome nsia.

9 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no; wamfiri Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔmaa Israel yɛeɛ no ho.

10 Na Yabes ba Salum pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Ibleam kumm no, na ɔsii n’ananmu dii hene.

11 Na Sakaria ho nsɛm nkaeɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.

12 (Ɛno ne AWURADE asɛm no a ɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: W’awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan mu mma bɛtena Israel adwa so no baa mu.)

Salum di Israel so hene

13 Yabes ba Salum bɛdii hene, Yudahene Usia afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu; na ɔdii hene bosome wɔ Samaria.

14 Na Gadi ba Menahem firii Tirsa foro baa Samaria, na ɔbɛbɔɔ Yabes ba Salum wɔ Samaria kumm no, na ɔsii n’ananmu dii hene.

15 Na Salum ho nsɛm nkaeɛ ne n’apam a ɔpameeɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.

16 Ɛberɛ no mu no Menahem firii Tirsa kɔkum Tifsa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa ne ɛho asase, ɛfiri sɛ wɔanhini no nti, ɔkumm wɔn, na ɔpaepaee emu anyinsɛnfoɔ nyinaa mu.

Menahem di Israel so hene

17 Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu na Gadi ba Menahem bɛdii Israel so hene mfeɛ du wɔ Samaria.

18 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho ne nna nyinaa.

19 Asiriahene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ dwetikɛseɛ apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsa mu den, n’ahennie no mu.

20 Na Menahem gyegyee Israel hɔ toɔ, mmarima a wɔbɛtumi nyinaa hɔ dwetɛ nnwetɛbena aduonum aduonum, sɛ ɔde rekɔma Asiriahene. Ɛnna Asiriahene nsa kaeɛ no ɔsaneeɛ, na wannyina asase no so hɔ.

21 Na Menahem ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?

22 Na Menahem tii n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Pekahia bɛdii n’adeɛ.

Pekahia di Israel so hene

23 Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduonum mu na Menahem ba Pekahia bɛdii Israel so hene Samaria mfeɛ mmienu.

24 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.

25 Na ne kunini Peka a ɔyɛ Remalia ba pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Samaria ahemfie aban mu, ɔne Argob ne Arie, na Gileadfoɔ mma mu mmarima aduonum ka ne ho; na ɔkumm no, na ɔbɛdii n’adeɛ.

26 Na Pekahia ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma mu.

27 Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduonum mmienu mu na Remalia ba Peka bɛdii Israel so hene Samaria mfeɛ aduonu.

28 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.

29 Israelhene Peka berɛ so na Asiriahene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon, Abel-bet-maaka, Yanoa, Kedes, Hasor, Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na ɔtuu wɔn kɔɔ Asiria.

30 Na Ela ba Hosea pam Remalia ba Peka tiri so, na ɔbɔɔ no kumm no, na ɔbɛdii n’adeɛ Usia ba Yotam afe a ɛtɔ so aduonu mu.

31 Na Peka ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.

Yotam di Yuda so hene

32 Israelhene Remalia ba Peka afe a ɛtɔ so mmienu mu na Yudahene Usia ba Yotam bɛdii hene.

33 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na mfirinhyia dunsia na ɔdii hene Yerusalem. Na ne na din de Yerusa a ɔyɛ Sadok babaa.

34 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Usia yɛeɛ nyinaa na ɔyɛeɛ;

35 gye sorɔnsorɔmmea na wanyiyie, na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ so. Ɔno na ɔsii AWURADE fie pono a ɛkorɔn no.

36 Na Yotam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

37 Nna no mu na AWURADE firii aseɛ somaa Siriahene Resin ne Remalia ba Peka baa Yuda soɔ.

38 Na Yotam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kuro mu, na ne ba Ahas bɛdii n’adeɛ.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 16

Ahas di Yuda so hene

1 Remalia ba Peka afe a ɛtɔ so dunson mu na Yudahene Yotam ba Ahas bɛdii hene.

2 Ahas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu, na ɔdii hene mfirinhyia dunsia Yerusalem. Na wanyɛ deɛ ɛtene AWURADE, ne Nyankopɔn, ani so sɛ n’agya Dawid.

3 Na ɔfaa Israel ahemfo kwan so, na ne ba mpo ɔde no bɔɔ afɔdeɛ sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israel mma anim no akyiwadeɛ a na wɔyɛ.

4 Na ɔbobɔɔ afɔdeɛ na ɔhyee nnuhwam sorɔnsorɔmmea ne nkokoɔ so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase.

5 Ɛberɛ no mu na Siriahene Resin ne Israelhene Remalia ba Peka foro baa Yerusalem bɛkoeɛ; na wɔkaa Ahas hyɛɛ mu, nanso wɔantumi anni ne so.

6 Ɛberɛ no mu ara na Siriahene Resin gyee Elat sane maa Siria, na ɔpamoo Yudafoɔ no firii Elat, na Edomfoɔ baa Elat bɛtenaa hɔ de bɛsi nnɛ.

7 Na Ahas somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Asiriahene Tiglat-pileser nkyɛn sɛ: W’akoa ne wo ba ne me; foro bra bɛgye me Siriahene ne Israel hene a wɔasɔre atia me yi nsam.

8 Na Ahas faa dwetɛ ne sika a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu no soma maa wɔde kɔmaa Asiriahene sɛ ayɛyɛdeɛ.

9 Na Asiriahene tiee no, na Asiriahene foro baa Damasko, na ɔbɛfae, na ɔtuu wɔn kɔduaa Kir, na ɔkum Resin.

10 Na Ɔhene Ahas sii mu kɔhyiaa Asiriahene Tiglat-pileser wɔ Damasko; na ɔkɔhunuu afɔrebukyia a ɛwɔ Damasko no, na Ɔhene Ahas de afɔrebukyia no nsɛsoɔ ne nsususoɔ sɛdeɛ ne yɛbea nyinaa teɛ soma maa wɔde brɛɛ Ɔsɔfoɔ Uria.

11 Na Ɔsɔfoɔ Uria sii afɔrebukyia no sɛdeɛ Ɔhene Ahas soma firii Damasko de brɛɛ no no, saa na Ɔsɔfoɔ Uria yɛ twɛnee ba a Ɔhene Ahas firi Damasko baeɛ.

12 Na ɔhene firi Damasko baeɛ no, ɔhene bɛhunuu afɔrebukyia no, na ɔhene twe pinii afɔrebukyia no ho, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ.

13 Na ɔhyee ne hyeɛ afɔdeɛ ne n’aduane afɔdeɛ, na ɔhwiee n’ahwiesa, na ɔde n’asomdwoeɛ afɔdeɛ mogya petee afɔrebukyia no so.

14 Na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no, ɔtwe firii asɔredan no anim, afɔrebukyia foforɔ no ne AWURADE dan no ntam de kɔsii afɔrebukyia no nkyɛn mu atifi fam.

15 Na Ɔhene Ahas hyɛɛ Ɔsɔfoɔ Uria sɛ: Afɔrebukyia kɛseɛ no so na hye anɔpa hyeɛ afɔdeɛ ne anwummerɛ aduane afɔdeɛ ne ɔhene hyeɛ afɔdeɛ ne n’aduane afɔdeɛ ne asase yi sofoɔ nyinaa hyeɛ afɔdeɛ ne wɔn aduane afɔdeɛ ne wɔn ahwiesa, na fa ɔhyeɛ afɔdeɛ mogya nyinaa ne okum afɔdeɛ nyinaa mogya pete so; na kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no nsi me hɔ na makɔ so abisa.

16 Na Ɔsɔfoɔ Uria yɛɛ sɛdeɛ Ɔhene Ahas hyɛɛ no no nyinaa.

17 Na Ɔhene Ahas twitwaa nnaka no nhyehyɛmu no, na ɔyiyii so nnwaresɛn no, na ɔyii dwaresɛn no firii kɔbere mfrafraeɛ anantwie a ɛwɔ aseɛ no so, na ɔde sii mmoseaa bi so.

18 Na ɔkwan a wɔakata soɔ a wɔfa so homeda a wɔyɛɛ no efie no mu, ne ɔhene mfikyikwan no, Asiriahene nti ɔyi kɔtoo AWURADE fie.

19 Na Ahas ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ no, wɔantwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?

20 Na Ahas tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho Dawid kuro mu; na ne ba Hesekia bɛdii n’adeɛ.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 17

Hosea yɛ Israel hene a ɔdi akyire

1 Yudahene Ahas afe a ɛtɔ so dummienu mu na Ela ba Hosea bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ nkron.

2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, nanso na ɛnte sɛ Israel ahemfo a wɔdii n’anim no.

3 Ɔno so na Asiriahene Salmaneser baeɛ, na Hosea bɛyɛɛ n’akoa, na ɔtuaa apeatoɔ maa no.

4 Na Asiriahene hunuu sɛ Hosea apam ne tiri so, sɛ wasoma abɔfoɔ ama wɔakɔ Misraimhene So nkyɛn, na wamfa apeatoɔ ankɔma Asiriahene sɛ daa afe no. Na Asiriahene bɛkyekyeree no kɔtoo nneduadan mu.

5 Na Asiriahene tu baa asase no nyinaa so, na ɔbaa Samaria bɛkaa no hyɛɛ mu mfeɛ mmiɛnsa.

6 Hosea afe a ɛtɔ so nkron mu na Asiriahene faa Samaria, na ɔtuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔduaa Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu.

Asiria tukorɔ

7 Na ɛbaa saa, ɛfiri sɛ na Israelfoɔ ayɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ Misraimhene Farao nsam baeɛ no bɔne, na wɔakɔsom anyame foforɔ,

8 na wɔanante amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israel mma anim no amammerɛ ne Israel ahemfo deɛ a wɔhyehyɛeɛ no mu.

9 Na Israelfoɔ no nam aseɛ dii nsɛm a ɛmfata, na ɛne AWURADE wɔn Nyankopɔn dii asie, na wɔsisii sorɔnsorɔmmea, wɔn nkuro nyinaa mu, ɛfiri awɛmfoɔ abantenten so kɔsi afasuo nkuro so,

10 na wɔyeyɛɛ adum ne Asera nnua, nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so, ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase maa wɔn ho.

11 Na ɛhɔ na wɔhyee nnuhwam sorɔnsorɔmmea nyinaa, sɛ amanaman a AWURADE tutuu wɔn firii wɔn anim no, na wɔdii nsɛmmɔne de huruu AWURADE bo.

12 Na wɔsonsom ahonihuhuo a AWURADE aka wɔn ɛho asɛm sɛ: Monnni saa asɛm yi, no.

13 Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nyinaa ne adehunufoɔ nyinaa so dii Israel ne Yuda adanseɛ sɛ: Monsane mfiri mo akwammɔne no so, na monni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifoɔ no so memaa wɔde brɛɛ mo no nyinaa.

14 Nanso wɔantie, na wɔsensenee wɔn kɔn sɛ wɔn agyanom a wɔannye AWURADE wɔn Nyankopɔn annie no kɔn.

15 Na wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne n’apam a ɔne wɔn agyanom pameeɛ ne n’adanseɛ a ɔdii wɔn no, na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi dii ahuhusɛm, na wɔkɔdii amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn no akyi.

16 Na wɔgyaa AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nyinaa, na wɔyɛɛ ahoni a wɔaguo, nantwie mma mmienu fae, na wɔyɛɛ Asera nnua, na wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal.

17 Na wɔmemaa wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa fefaa ogya mu, na wɔhyehyɛɛ nkɔm bisabisaa adeɛ, na wɔtontɔn wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne de ahuru ne bo.

18 Enti na AWURADE faa Israel abufuo sɛɛ, na ɔyii wɔn firii n’anim, wannya obiara sɛ Yuda abusuakuo nko.

19 Yuda nso anni AWURADE wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm so, na wɔnantee Israel ahyɛdeɛ a wɔyɛeɛ no mu.

20 Enti na AWURADE poo Israel asefoɔ nyinaa, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim guiɛ.

21 Na Israel te firii Dawid fie ho, na wɔde Nebat ba Yeroboam sii hene, na Yeroboam twee Israel firii AWURADE akyiridie ho, maa wɔyɛɛ bɔne kɛse.

22 Na Israelfoɔ kɔnantee Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ no nyinaa mu; wɔamfiri ho

23 de kɔsii sɛ AWURADE yii Israel firii n’anim, sɛdeɛ ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa so kaeɛ no. Ɛno na wɔtuu Israel firii n’asase so kɔɔ Asiria de bɛsi nnɛ.

Samariafoɔ asefire

24 Na Asiriahene kɔfaa nnipa firii Babel ne Kuta ne Awa ne Hamat ne Sefarwaim de wɔn bɛduaa Samaria nkuro mu sii Israelfoɔ no ananmu, na wɔdii Samaria so na wɔtenaa ne nkuro mu.

25 Na ɛbaa sɛ wɔn hɔ tena mfitiaseɛ mu no na wɔnsuro AWURADE, na AWURADE somaa agyata maa wɔbaa wɔn mu a wɔkunkumm wɔn mu binom.

26 Na wɔkɔka kyerɛɛ Asiriahene sɛ: Amanaman a woatutu wɔn de wɔn abɛdua Samaria nkuro mu yi, wɔnnim asase no so Nyankopɔn no atemmudeɛ, enti wasoma agyata ama wɔaba wɔn mu, na hwɛ, wɔrekunkum wɔn, ɛsiane sɛ wɔnnim asase no so Nyankopɔn atemmudeɛ.

27 Ɛnna Asiriahene no hyɛɛ sɛ: Momma asɔfoɔ a moatu wɔn hɔ no mu baako nkɔ hɔ, na ɔnkɔ nkɔtena hɔ, na ɔnkyerɛkyerɛ wɔn asase no so Nyankopɔn no atemmudeɛ.

28 Na asɔfoɔ a wɔtuu wɔn firii Samaria no mu baako ba bɛtenaa Betel, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsuro AWURADE.

29 Nanso amanaman no yeyɛɛ wɔn anyame, na wɔde wɔn sisii sorɔnsorɔmmea adan a Samariafoɔ yeyɛeɛ no mu; ɔman biara, wɔn nkuro a wɔte mu no mu.

30 Na Babelfoɔ no yɛɛ Sukot Benot, na Kutfoɔ no yɛɛ Nergal, na Hamatfoɔ no yɛɛ Asima,

31 na Awifoɔ no yɛɛ Nibhas ne Tartak. Na Sefarwifoɔ de ogya hyehyee wɔn mma maa Adramelek ne Anamelek, Sefarwaim anyame no.

32 Na wɔsuroo AWURADE nso, na kuro biara yii nipa yɛɛ no sorɔnsorɔmmea sɔfoɔ, wɔn na wɔbobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sorɔnsorɔmmea afie no mu.

33 Wɔsuroo AWURADE deɛ, nanso wɔsonsom wɔn ara wɔn anyame, sɛ amanaman a wɔtuu wɔn firii hɔ baeɛ no amanneɛ teɛ.

34 Ɛde bɛsi nnɛ yi ara, wɔyɛ sɛ kane nneyɛɛ no.

Wɔnsuro AWURADE, nso wɔnyɛ sɛdeɛ wɔn ahyɛdeɛ, anaa wɔn atemmudeɛ, anaa mmara, anaa ɛmom a AWURADE hyɛɛ Yakob a ɔtoo no din Israel no mma no.

35 Wɔn na AWURADE ne wɔn pameeɛ, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro anyame foforɔ, na monnsɔre wɔn na monnsom wɔn, na mommmɔ wɔn afɔdeɛ,

36 na mmom AWURADE a ɔde ahoɔden kɛseɛ ne basa a watene mu kɔyii mo firii Misraim asase so baeɛ no, ɔno na monsuro no, na ɔno na monsɔre no, na ɔno na mommɔ no afɔdeɛ.

37 Na ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ ne mmara ne ɛmom a ɔtwerɛ maa mo no, monni so nyɛ no mo nna nyinaa, na monnsuro anyame foforɔ.

38 Na apam a me ne mo pameeɛ no, mommma mo werɛ mmfi, na monnsuro anyame foforɔ,

39 na mmom AWURADE mo Nyankopɔn na monsuro no, na ɔno na ɔbɛyi mo afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam.

40 Nanso wɔantie, na mmom sɛ wɔn kane yɛbea teɛ no ara na wɔyɛeɛ.

41 Sɛɛ na amanaman yi suro AWURADE, na wɔsonsom wɔn ahoni a wɔasensene no, wɔn mma ne wɔn mma mma nso, sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no, saa ara na wɔn nso wɔyɛ de bɛsi nnɛ.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 18

Hesekia di Yuda so hene

1 Na Israelhene Ela ba Hosea afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu na Yudahene Ahas ba Hesekia bɛdii hene.

2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu nnum, na ɔdii hene mfeɛ aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Abi a ɔyɛ Sakaria babaa.

3 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Dawid yɛeɛ nyinaa.

4 Ɔyiyii sorɔnsorɔmmea no, na ɔbubuu adum no, na ɔtwitwaa Asera nnua no guiɛ, na ɔbubuu kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ a Mose yɛeɛ no; ɛfiri sɛ saa berɛ no, na Israelfoɔ hye aduhwam ma no, na wɔfrɛ no Nehustan.

5 AWURADE Israel Nyankopɔn so na ɔde ne ho toeɛ, na n’akyiri no, obiara amma sɛ ɔno Yuda ahemfo nyinaa mu, na obiara anni n’anim saa.

6 Na ɔbataa AWURADE ho, wansane amfiri n’akyi, na ɔdii mmara nsɛm a AWURADE hyɛɛ Mose no so.

7 Na AWURADE dii n’akyi; baabiara a na ɔfiri korɔ no, ɔnya siadeɛ; na ɔtee Asiriahene so atua, na wansom no.

8 Ɔno na ɔkunkumm Filistifoɔ kɔduruu Gasa ne ɛho asase so, de firi awɛmfoɔ abantenten so kɔsii kuro a afasuo atwa ho ahyia no so.

9 Na ɛbaa sɛ, Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so nnan a ɛyɛ Israelhene Ela ba Hosea afe a ɛtɔ so nson mu no, Asiriahene Salmaneser foro baa Samaria so bɛkaa no hyɛɛ mu,

10 na mfeɛ mmiɛnsa awieeɛ no wɔfae. Hesekia afe a ɛtɔ so nsia a ɛne Israelhene Hosea afe a ɛtɔ so nkron no mu na wɔfaa Samaria.

11 Na Asiriahene tuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔguu Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu,

12 ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne deɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ.

Asiriafoɔ bɔ Yerusalem nterɛnnee

13 Na Ɔhene Hesekia afe a ɛtɔ so dunan mu na Asiriahene Sanaherib tu baa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa so bɛfaeɛ.

14 Na Yudahene Hesekia soma maa wɔkɔɔ Asiriahene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: Mayɛ bɔne; sane firi me so, na deɛ wode bɛto me soɔ no, mɛsoa. Na Asiriahene hyɛɛ sɛ Yudahene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛseɛ ahasa ne sika dwetikɛseɛ aduasa.

15 Na Hesekia de dwetɛ a wɔhunuu no AWURADE fie ne ahemfie akoradeɛ mu no nyinaa mae.

16 Ɛberɛ no mu na Hesekia twitwaa AWURADE aban apono ne adum ho sika a Yudahene Hesekia de duraduraa ho no, na ɔde maa Asiriahene.

17 Ɛnna Asiriahene somaa ne sahene anaa Tartan, ne piafoɔ panin anaa Rabsaris, ne nsahyɛfoɔ panin anaa Rabsake no firi Lakis ne dɔm a emu yɛ duro baa Ɔhene Hesekia so wɔ Yerusalem; na wɔforo baa Yerusalem. Na wɔforo baeɛ no, wɔbɛgyinaa atifi tareɛ a ɛwɔ Ntomasifoɔ Asasewa no tempɔn ho no suka ho.

18 Na wɔbɛfrɛɛ ɔhene. Ɛnna Hilkia ba Eliakim a ɔdi efie no soɔ ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Ɔsɛnkaefoɔ Asaf ba Yoa firii adi kɔɔ wɔn nkyɛn.

19 Na Rabsake no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka nkyerɛ Hesekia sɛ: Sɛ ɔhenkɛseɛ no, Asiria hene no seɛ nie: Ɛdeɛn koraa na wode wo ho to soɔ yi?

20 Wosusu sɛ anosɛm nko yɛ akodie ho nyansa ne mmaninyɛ! Na afei, hwan so na wode wo ho toɔ a enti wote me so atua yi?

21 Afei, hwɛ, wode wo ho to demmire a abuo yi so, ɛne Misraim a sɛ obi twere no a, ɛwɔ ne nsam hwire mu! Saa na Misraimhene Farao teɛ ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.

22 Na sɛ moka kyerɛ me sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho toɔ a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔrebukyia, na wase Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem yi anim na monsɔreɛ?

23 Na afei bra na ɛne me wura Asiriahene nto nkyea ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpem mmienu, sɛ wobɛtumi anya nnipa atenatena wɔn so anaa.

24 Na nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ nti, wode wo ho akɔto Misraim soɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woadane me wura nkoa nketewa mu safohene baako ani?

25 Afei, mekwatii AWURADE na mebaa ha yi sɛ merebɛsɛe ha anaa? AWURADE na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Tu kɔ asase yi so kɔsɛe no.

26 Na Hilkia ba Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake no sɛ: Ɛne wo nkoa nka Aramaik kasa, na yɛn deɛ, yɛte, na ɛne yɛn nnka Yuda kasa a nkurɔfoɔ a wɔreboa ɔfasuo no toɔ no teɛ mu.

27 Na Rabsake no bisaa wɔn sɛ: Wo wura ne wo nkyɛn na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi anaa? Ɛnyɛ mmarima a wɔtete ɔfasuo soɔ yi nkyɛn sɛ wɔnni wɔn ara wɔn sɛbeɛ na wɔnnom wɔn dwonsɔ sɛ mo ara?

28 Ɛnna Rabsake no gyinaeɛ na ɔde ɛnne kɛseɛ teaa mu Yuda kasa mu kaa sɛ: Montie ɔhenkɛseɛ no, Asiriahene no asɛm:

29 Sɛ ɔhene seɛ nie: Mommma Hesekia nnaadaa mo, na ɔrentumi nnye mo mfiri ne nsam,

30 nso mommma Hesekia mmma mommfa mo ho nnto AWURADE so sɛ: Gyeɛ na AWURADE bɛgye yɛn, na wɔremfa kuro yi nhyɛ Asiriahene nsa.

31 Monntie Hesekia, na sɛ Asiriahene seɛ nie: Mo ne me nni asomdwoeɛsɛm, na momfiri mmra me nkyɛn, na monni mo bobe ne mo borɔdɔma no bi, na monnom mo mmura mu nsuo

32 nkɔsi sɛ mɛba mabɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi soɔ, ayuo ne nsa asase, aduane ne bobe nturo asase, ngodua ne ɛwoɔ asase so, na moanya nkwa na moanwu. Na sɛ Hesekia to mo tɛkyerɛmakyene sɛ: AWURADE bɛgye yɛn a, monntie.

33 Amanaman anyame no mu bi agye n’asase afiri Asiriahene nsam pɛn?

34 Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame no wɔ? Wɔagye Samaria me nsam?

35 Nsase no so anyame nyinaa mu hwannom na wɔagye wɔn nsase afiri me nsam, na AWURADE bɛgye Yerusalem afiri me nsam anaa?

36 Na ɔman no muaa wɔn ano, na wɔammua no asɛm biara, ɛfiri sɛ ɛyɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛɛ sɛ: Mommmua no!

37 Ɛnna Hilkia ba Eliakim a na ɔdi efie no soɔ no ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf ba Ɔsɛnkaefoɔ Yoa de wɔn ntadeɛ a wɔasunsuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake no nsɛm no kyerɛɛ no.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 19

Hesekia bɔ mpaeɛ, na Yesaia hyɛ no aboɔduro

1 Na Ɔhene Hesekia teeɛ no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu na ɔfiraa ayitoma na ɔsii mu kɔɔ AWURADE fie.

2 Na ɔsomaa Eliakim a na ɔdi efie no soɔ ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ mu mpanimfoɔ a wɔfirafira ayitoma kɔɔ Amos ba Odiyifoɔ Yesaia nkyɛn,

3 na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia seɛ nie: Ahohiahia ne asotwe ne nsopa da ne nnɛ, na mma aduru awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.

4 Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake no a ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nsɛm, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ateɛ no nti, watwe n’aso. Enti ma wo mpaebɔ so ma nnipa nkaeɛ a wɔwɔ hɔ no.

5 Na Ɔhene Hesekia nkoa no baa Yesaia nkyɛn.

6 Na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ monka nkyerɛ mo wura nie: Sɛ AWURADE seɛ nie: Nsuro nsɛm a woteeɛ a Asiriahene nkoa de abɛya me no anim.

7 Hwɛ, mede honhom bi bɛhyɛ ne mu, na wate nsɛm bi, na wasane akɔ n’asase so, na mama no atɔ nkrantɛ ano n’asase so.

Asiriafoɔ sane bɔ nterɛnnee bio

8 Na Rabsake no sanee, na ɔkɔtoo Asiriahene sɛ ɔne Libna reko, ɛfiri sɛ na wate sɛ watu afiri Lakis.

9 Na ɔtee Etiopiahene Tirhaka nka sɛ: Hwɛ, watu ne wo rebɛko. Na ɔsane somaa abɔfoɔ baa Hesekia nkyɛn bio sɛ:

10 Sɛ monkɔka nkyerɛ Yudahene Hesekia nie: Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho ato ne soɔ no nnaadaa wo sɛ: Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiriahene nsa.

11 Hwɛ, wo ara woate deɛ Asiria ahemfo ayeyɛ nsase nyinaa, asɛe no pasapasa no, na wo na wɔbɛgye woɔ anaa?

12 Amanaman a m’agyanom asɛe wɔn, Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a wɔwɔ Telasar no anyame no gyee wɔn anaa?

13 Ɛhe na Hamathene, Arpadhene, Sefarwaim kuro, Hena ne Iwahene no wɔ?

14 Na Hesekia gyee nwoma no abɔfoɔ no nsam, na ɔkenkanee; na ɔforo kɔɔ AWURADE fie, na Hesekia trɛɛ mu too AWURADE anim.

15 Na Hesekia bɔɔ AWURADE anim mpaeɛ sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim soɔ, wo nko wone Onyankopɔn asase so ahennie nyinaa mu; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.

16 Brɛ w’aso ase, AWURADE, na tie! Bue w’ani, AWURADE, na hwɛ! Na tie Sanaherib nsɛm a wasoma sɛ wɔmfa mmɛsopa wo, Onyankopɔn teasefoɔ no.

17 Ɛwom, AWURADE, Asiria ahemfo asɛe amanaman ne wɔn nsase,

18 na wɔatoto wɔn anyame agu ogya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame, na ɛyɛ onipa nsa ano adwuma, dua ne ɔboɔ nko ara, na wɔasɛe wɔn.

19 Enti afei, AWURADE yɛn Nyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na asase so ahennie nyinaa nhunu sɛ wo, AWURADE, ne Onyankopɔn, wo nkutoo ara nko!

Yesaia asɛm a ɔde kɔma Ɔhene

20 Ɛnna Amos ba Yesaia soma maa wɔkɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Deɛ wobɔɔ me ɛho mpaeɛ Asiriahene Sanaherib ho no, mate.

21 Yei ne asɛm a AWURADE aka agu ne soɔ no:

Ɔbaabunu Sion babaa no

bu wo animtia yi wo ahi,

Yerusalem babaa

rewoso ne ti wɔ w’akyiri.

22 Hwan na woasopa no na woaya no?

Na hwan so na woama

wo nne soɔ na woama w’ani atra wo ntɔn?

Wode atia Israel Kronkronni no.

23 W’abɔfoɔ so na wonam asopa AWURADE,

na woaka sɛ: Mede me nteaseɛnam dodoɔ no

maforo kɔ mmepɔ atifi

Lebanon mu nohoa tɔnn;

na mɛtwitwa ne ntweneduro atentene

ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu na makɔduru,

n’atenaeɛ a ɛwɔ akyirikyiri,

ne kwaeɛbirentuo mu.

24 Me na matutu mmura

manom amannɔne nsuo,

na mede me nammuromu mawe

Misraim nsubɔntene nyinaa.

25 Adɛn wontee,

sɛ mefiri meyɛeɛ akyɛreɛ?

Na mefiri tete mmerɛ mu

na mehyɛɛ no saa, na mama no aba mu,

sɛ wɔnsɛe nkuro a afasuo atwa ho ahyia

mma no nnanedane akurofo akuakuo,

26 na emufoɔ no, wɔn nsa anso hwee yɛ,

wɔn akoma tui na wɔn ani wui,

wɔdanedanee mfofowa so ahahan

ne wira mono,

adan atifi wira ne ayuo a

amma ne ho soɔ na ahoa.

27 Na menim w’asetena,

ne w’adifire ne wo muba no,

ɛne wo dam a wobɔ no me soɔ no.

28 Ɛsiane sɛ wobɔ me so dam,

na w’ahantan aforo abɛduru m’aso mu nti,

mede me kawa bɛhyɛ wo hwenem

na mede me nnareka bɛto w’ano mu,

na masane wo afa ɔkwan a wonam

so baeɛ no so akɔ.

29 Na yei nyɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ: Afe yi mu monni ntwakaeɛ a ɛfifiriiɛ, na afe a ɛtɔ so mmienu no mu, deɛ ɛbɛdi akyire aba. Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, mongu na montwa, na montɛ bobe nturo, na monni mu aba.

30 Na Yuda fie mu wɔn a wɔagye wɔn afiri mu a wɔaka no, wɔn ase bɛgye nhini bio, na wɔaso aba wɔ soro.

31 Na Yerusalem na nnipa nkaeɛ bi bɛfire, na nnipa a wɔafiri mu anya nkwa nso afiri Sion bepɔ so, AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ yei.

32 Enti sɛ AWURADE se Asiriahene ho nie: Ɔremma kuro yi mu, na ɔrento agyan mma ha, na ɔremfa ɛkyɛm mmɛhyia no, na ɔrenhɔre pie ntia no.

33 Ɔkwan a ɔnam so baeɛ no so na ɔnam bɛsane akorɔ, na kuro yi deɛ, ɔremma mu, AWURADE na ɔseɛ.

34 Na mɛbɔ kuro yi ho ban na magye no, me ara ne m’akoa Dawid nti!

Asiriafoɔ di nkoguo

35 Na anadwo no ara AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsra mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔn nyinaa yɛ awufoɔ afunu.

36 Ɛnna Asiriahene Sanaherib sii mu saneeɛ, na ɔkɔtenaa Ninewe.

37 Na ɔresɔre ne nyame Nisrok fie no, ne mma Adramelek ne Sareser de nkrantɛ kumm no, na wɔfiri hɔ dwane kɔɔ Ararat asase so. Na ne ba Esarhadon bɛdii n’adeɛ.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 20

Hesekia yadeɛ ne n’ayaresa

1 Nna no mu no Hesekia yaree owuyadeɛ. Na Amos ba, Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu na worennya nkwa.

2 Ɛnna Hesekia danee n’ani kyerɛɛ ɔfasuo, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ:

3 Ao, AWURADE, kae sɛdeɛ manante w’anim nokorɛ ne akoma a ɛyɛ pɛ mu, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. Na Hesekia suu esu kɛseɛ.

4 Na ɛbaa sɛ, Yesaia nnya mfirii mfimfini abannwa no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:

5 Sane kɔka kyerɛ Hesekia, me man so hwɛfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn seɛ nie: Mate wo mpaebɔ, mahunu wo nisuo, hwɛ, me na mɛsa wo yadeɛ. Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wobɛforo akɔ AWURADE fie.

6 Na mede mfirinhyia dunum bɛto wo nna so, na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiriahene nsam, na mabɔ kuro yi ho ban, me ara ne m’akoa Dawid nti.

7 Na Yesaia se: Momfa borɔdɔma a wɔabɔ no ɛtoa mmra. Na momfa ntare mpɔmpɔ no so na ɔnya nkwa.

8 Na Hesekia bisaa Yesaia sɛ: Ɛdeɛn ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE bɛsa me yadeɛ, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no mɛkɔ AWURADE fie?

9 Na Yesaia se: Yei nyɛ wo AWURADE nsam nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE bɛyɛ adeɛ a waka no: Sunsum no nkɔ anim ntwedeɛ du anaasɛ ɛnsane n’akyi ntwedeɛ du?

10 Na Hesekia se: Ɛyɛ mmerɛ ma sunsum sɛ ɛsiane ntwedeɛ du, dabi, na ma sunsum no nsane n’akyi ntwedeɛ du.

11 Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia frɛɛ AWURADE, na ɔmaa sunsum no sane n’akyi ntwedeɛ du, Ahas owia dɔn so ntwedeɛ a asiane dada no so.

Asomafoɔ a wɔfiri Babel ba

12 Ɛberɛ no mu no, Babelhene Baladan ba Merodak-baladan soma maa wɔde nwoma ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ Hesekia yareeɛ.

13 Na Hesekia tiee wɔn, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akoradeɛ dan nyinaa, dwetɛ ne sika ne nnuhwam ne ngo pa ne n’akodeɛ dan nyinaa ne deɛ wɔhunu n’akoradeɛ mu nyinaa. Biribiara nni ne fie ne deɛ ɔdi soɔ nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.

14 Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Nnipa yi se sɛn, na ɛhe na wɔfiri baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wɔfiri akyirikyiri asase bi so na ɛbaeɛ, wɔfiri Babel.

15 Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wɔahunu wɔ wo fie? Na Hesekia buaa sɛ: Deɛ ɛwɔ me fie nyinaa, wɔahunu; biribiara nni m’akoradeɛ mu a mamfa mankyerɛ wɔn.

16 Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie AWURADE asɛm:

17 Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa deɛ ɛwɔ wo fie nyinaa ne deɛ w’agyanom akora de abɛsi nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ɔseɛ.

18 Na wo mma a wɔfiri wo mu a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu apiafoɔ.

19 Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, ɛyɛ. Na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ na ɛbɛwɔ hɔ me nna mu?

Hesekia ahennie ba awieeɛ

20 Na Hesekia ho nsɛm nkaeɛ ne ne mmaninneɛ nyinaa ne sɛdeɛ ɔyɛɛ tareɛ ne suka na ɔde nsuo no baa kuro no mu no, wɔatwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.

21 Na Hesekia tii n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Manase bɛdii n’adeɛ.