Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 1

Ɔhene Ahasia adebisa

1 Na Ahab wuo akyiri no Moab tee Israel so atua.

2 Na Ahasia firii n’abansoro dan a ɛwɔ Samaria no mpomma mu te hwee fam, na ɔyaree; na ɔsomaa abɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔbisa Ekron nyame Baalsebub, sɛ mɛnya yadeɛ yi mu nkwa anaa?

3 Na AWURADE bɔfoɔ ka kyerɛɛ Tisbini Elia sɛ: Sɔre foro kɔhyia Samariahene abɔfoɔ no, na bisa wɔn sɛ: Onyankopɔn bi nni Israel nti na morekɔ akɔbisa Ekron nyame Baalsebub hɔ adeɛ yi anaa?

4 Enti AWURADE se: Mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo! Na Elia kɔeɛ.

5 Ɛnna abɔfoɔ no sane baa ne nkyɛn, na ɔbisaa wɔn sɛ: Adɛn na moasane aba yi?

6 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima bi foro bɛhyiaa yɛn, na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: Monsane nkɔ ɔhene a ɔsomaa mo no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Enti onyame bi nni Israel nti na woasoma rekɔ Ekron nyame Baalsebub hɔ adebisa yi? Yei nti, mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo.

7 Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ɔbarima a ɔforo ba bɛhyiaa mo na ɔkaa mo nsɛm yi no te sɛn?

8 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Atadeɛ a ɔhyɛ no yɛ aboa nwi, na nwoma abɔsoɔ bɔ n’asene. Na ɔse: Ɛyɛ Tisbini Elia.

Elia ne asafohene baasa no

9 Na ɔsomaa aduonum so safohene ne n’aduonum no kɔɔ ne nkyɛn. Na ɔforo kɔɔ Elia nkyɛn, na hwɛ, na ɔte bepɔ no atifi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nyankopɔn nipa, ɔhene se: Siane bra.

10 Na Elia bua see aduonum so safohene no sɛ: Sɛ Nyankopɔn nipa ne me a, ogya mfiri soro nsiane mmɛhye wo ne w’aduonum no! Na ogya firi soro ba bɛhyee ɔno ne n’aduonum no.

11 Na ɔsane somaa aduonum so safohene foforɔ ne n’aduonum no kɔɔ ne nkyɛn. Na ɔsee no sɛ, Nyankopɔn nipa, ɔhene ahyɛ sɛ: Yɛ ntɛm siane bra.

12 Na Elia bua see wɔn sɛ: Sɛ Nyankopɔn nipa ne me a, ogya mfiri soro nsiane mmɛhye wo ne w’aduonum! Na Nyankopɔn gya firi soro ba bɛhyee ɔno ne n’aduonum no.

13 Na ɔhene somaa aduonum so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa ne n’aduonum. Na aduonum so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa no foro kɔe, na ɔkɔkotoo ne nankoroma anim Elia anim, na ɔpaa no kyɛw sɛ: Nyankopɔn nipa, ma me kra ne wo nkoa aduonum yi kra boɔ nyɛ den w’ani so.

14 Hwɛ, ogya afiri ɔsoro aduru abɛhye akane aduonum so asafohene baanu no ne wɔn aduonum aduonum no, na afei ma me kra boɔ nyɛ den w’ani so.

15 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ ka kyerɛɛ Elia sɛ: Ɛne no nsiane nkɔ, nsuro n’anim. Na ɔsɔree ne no siane kɔɔ ɔhene no nkyɛn.

Ahasia wuo

16 Na Elia ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woasoma abɔfoɔ sɛ wɔnkɔbisa Ekron nyame Baalsebub hɔ adeɛ, sɛdeɛ onyame bi nni Israel a wɔkɔbisa no asɛm nti, mpa a woaforɔ no, woremfiri so nsiane, na wuo na wobɛwuo.

17 Na ɔwui, sɛ AWURADE asɛm a Elia kaeɛ no teɛ. Na Yehoram sii n’ananmu dii hene, Yudahene Yehosafat ba Yehoram afe a ɛtɔ so mmienu so, ɛfiri sɛ na ɔnni ɔbabarima.

18 Na Ahasia ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ no, wɔntwerɛɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu anaa?

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 2

Elia sorokorɔ

1 Na ɛbaa sɛ, AWURADE rebɛfa Elia ahum mu akɔ ɔsoro no, na Elia ne Elisa firi Gilgal rekɔ.

2 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Mesrɛ wo tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Betel. Na Elisa kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔsii mu kɔɔ Betel.

3 Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Betel no firii adi baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Wonim sɛ ɛnnɛ AWURADE rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn akɔ? Na ɔse: Aane, me nso menim; monyɛ komm!

4 Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Elisa, tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yeriko. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔkɔɔ Yeriko.

5 Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko no twe baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wonim sɛ ɛnnɛ AWURADE bɛfa wo wura afiri wo nkyɛn? Na ɔse: Aane, me nso menim; monyɛ komm!

6 Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ɛ, AWURADE asoma me Yordan ano. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔn baanu no kɔe.

7 Na adiyifoɔ mma no mu aduonum kɔ kɔgyinagyinaa wɔn ntentensoɔ akyirikyiri, na wɔn baanu no gyinaa Yordan ano.

8 Na Elia faa ne ngusoɔ bobɔ de bɔɔ nsuo no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na wɔn baanu no nam asase pɛsɛɛ so twae.

9 Na ɛbaa sɛ wɔtwaeɛ no, Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Bisa deɛ menyɛ mma woɔ ansa na wɔafa me afiri wo nkyɛn akɔ. Na Elisa kaa sɛ: Ma wo honhom abupɛn mmienu mmra me so.

10 Na ɔkaa sɛ: Woabisa adeɛ a ɛyɛ den; sɛ wohu me sɛ wɔrefa me afiri wo nkyɛn a, ɛbɛyɛ saa ama wo; na sɛ anyɛ saa a, ɛrenyɛ.

11 Na ɛbaa sɛ, wɔnam rekorɔ na wɔrekasa no, hwɛ, ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ ba bɛpaee wɔn baanu no ntam, na Elia faa ahum mu foro kɔɔ ɔsoro.

12 Na Elisa hwɛe na ɔteaa mu sɛ: M’agya, m’agya! Israel teaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ na ɔrekorɔ no! Na wanhu no bio.

Na ɔsɔɔ n’atadeɛ mu suanee mu mmienu.

13 Na ɔmaa Elia ngusoɔ a ɛfiri ne ho guiɛ no so, na ɔsane bɛgyinaa Yordan ano.

14 Na ɔde Elia ngusoɔ a ɛfiri ne ho guiɛ no bɔɔ nsuo no mu kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE, Elia Nyankopɔn no ara wɔ? Na ɔbɔɔ nsuo no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na Elisa twae.

15 Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko a wɔwɔ ntentensoɔ no hunuu no, na wɔkaa sɛ: Elia honhom abɛsi Elisa so. Na wɔba bɛhyiaa no, na wɔkotoo no butuu fam.

16 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mmarima aduonum a wɔn ho yɛ den wɔ wo nkoa mu, ma wɔnkɔ nkɔhwehwɛ wo wura; na ebia sɛsɛɛ AWURADE honhom ama ne so kɔ de no akɔto mmepɔ no bi so, anaa mmonhwa no bi mu. Na ɔse: Monnsoma!

17 Na wɔhyɛɛ no ara maa no yɛɛ no ahometeɛ no, ɔkaa sɛ: Monsoma! Na wɔsomaa mmarima aduonum, na wɔkɔhwehwɛ no nnansa, nanso wɔanhu no.

18 Na wɔsane baa ne nkyɛn berɛ a ɔretwɛn wɔ Yeriko. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Manka mankyerɛ mo sɛ monnkɔ anaa?

Elisa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ

19 Na kuro no mufoɔ no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, kuro yi dabea yɛ fɛ, sɛdeɛ me wura hunu yi; nanso nsuo no nyɛ, na asase no nso awu.

20 Na ɔse: Mommrɛ me ayowa foforɔ, na momfa nkyene ngu mu. Na wɔde brɛɛ no.

21 Na ɔfirii adi kɔɔ nsuo aniwa no ho, na ɔkɔhwiee nkyene no guu mu hɔ, na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Masa nsuo yi yadeɛ, owuo anaa apɔn biara remfiri mu hɔ mma bio.

22 Na nsuo no yɛɛ yie de bɛsi nnɛ da yi, sɛdeɛ Elisa kaeɛ no.

23 Na ɔfirii hɔ foro kɔɔ Betel; na ɔreforo akɔ ɔkwan no soɔ no, mmɔfra nketewa bi firii kuro no mu ba bɛgoroo ne ho ka kyerɛɛ no sɛ: Atipa, foro bra ɛ, atipa, foro bra ɛ!

24 Ɛnna ɔdanee ne ho, na ɔhunuu wɔn no, ɔde AWURADE din domee wɔn. Na asisirebereɛ mmienu firi kwaeɛ no mu ba bɛtetee wɔn mu mmɔfra aduanan mmienu.

25 Na ɔfiri hɔ kɔɔ Bepɔ Karmel ho, na ɔfirii hɔ nso sane baa Samaria.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 3

Yehoram ne Yehosafat ko tia Moab

1 Na Ahab ba Yehoram bɛdii Israel so hene Samaria, Yudahene Yehosafat afe a ɛtɔ so dunwɔtwe so; na ɔdii hene mfeɛ dummienu.

2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne deɛ, nanso na ɛnte sɛ n’agya ne ne na deɛ no; na ɔyii Baal honi a n’agya yɛeɛ no hɔ.

3 Nanso ɔbataa Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho, na wansane amfiri ho.

4 Na Moabhene Mesa yɛ nnwanyɛnfoɔ, na ɔmaa Israel hene nnwanten mma mpemha ne adwennini mpemha ho nwi.

5 Na Ahab wuiɛ no, Moabhene tee Israel hene anim atua.

6 Na Ɔhene Yehoram firii Samaria da no ara, na ɔkɔkanee Israel nyinaa.

7 Na ɔkɔe, na ɔsoma ma wɔkɔɔ Yudahene Yehosafat nkyɛn sɛ: Moabhene ate m’anim atua, na wo ne me bɛkɔ ne Moab akɔko anaa? Na ɔse: Mɛkɔ, mete sɛ wo, me man te sɛ wo man, m’apɔnkɔ te sɛ w’apɔnkɔ.

8 Na ɔkaa sɛ: Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa akorɔ? Na ɔse: Edom serɛ so kwan no.

9 Ɛnna Israel hene, Yuda hene ne Edomhene sii mu kɔeɛ; na wɔtwaa nnanson kwan, na nsuo nni hɔ mma dɔm no ne mmoa a wɔdi wɔn akyire.

10 Na Israel hene kaa sɛ: Ao, AWURADE afrɛ ahemfo baasa yi ahyia sɛ wɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa.

11 Na Yehosafat se: AWURADE diyifoɔ bi nni ha a yɛbɛkɔ ne nkyɛn akɔbisa AWURADE? Na Israel hene nkoa mu baako buaa sɛ: Ɛha na Safat ba Elisa a ɔhwiee nsuo guu Elia nsa soɔ no wɔ.

12 Na Yehosafat kaa sɛ: Ampa, ɔyɛ AWURADE diyifoɔ kɛseɛ. Ɛnna Israel hene ne Yehosafat ne Edomhene siane kɔɔ ne nkyɛn.

13 Na Elisa ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Kɔ w’agya adiyifoɔ ne wo na adiyifoɔ no nkyɛn! Na Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, na AWURADE afrɛ ahemfo baasa yi ahyia sɛ ɔde wɔn rekɔhyɛ Moab nsa.

14 Na Elisa kaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE a megyina n’anim te aseɛ yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat anim na mehwɛ a, anka merenhwɛ wo na mahu wo.

15 Na afei momfa sankubɔni mmrɛ me. Na sankubɔni no rebɔ no, AWURADE nsa baa ne so,

16 na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Mɛma nsuo ahyɛ amena a emu aweɛ yi ma.

17 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Morenhunu mframa na morenhunu osuo, nanso nsuo bɛyɛ bonhwa yi ma; na moanom, mo ne mo nantwikuo ne mo mmoa.

18 Na yei nso yɛ mmrɛ wɔ AWURADE ani so, na ɔbɛyi Moab nso ahyɛ mo nsa.

19 Na mobɛbubu wɔn nkuro akɛseɛ ho afasuo, na moafa nkuro a ɛyɛ fɛ nyinaa, na moabubu wɔn nkuro akɛseɛ nyinaa, na moasisi nsuo aniwa nyinaa, na mode aboɔ asɛe mfu pa nyinaa.

20 Na anɔpa a wɔrebɔ aduane afɔdeɛ no, hwɛ, nsuo firii Edom kwan so bae, na nsuo no yɛɛ asase no ma.

21 Na Moabfoɔ nyinaa tee sɛ ahemfo no reforo aba ne wɔn abɛko no, wɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔbɛtumi amia amiadeɛ nyinaa, ɛfiri mmɔfra so de kɔsi mpanimfoɔ so, na wɔbɛgyinaa ɛhyeɛ so.

22 Na wɔsɔree anɔpatutu a owia repue nsuo no soɔ no, Moabfoɔ hunuu nsuo no agya nohoa sɛ ɛbere sɛ mogya,

23 na wɔkaa sɛ: Mogya nie! Ahemfo no ne wɔn ho adi nnɔmmata akunkum wɔn ho, na afei, Moabfoɔ, monkɔfa asadeɛ!

24 Na wɔbaa Israel nsraban mu no, Israel sɔre kunkumm Moabfoɔ, na wɔdwanee wɔn anim, na wɔtaa wɔn kɔkunkumm Moabfoɔ.

25 Na nkuro no, wɔdwirii, na mfu pa nyinaa, wɔtotoo aboɔ guguu so mmaako mmaako kɔsii sɛ ɛso kataeɛ, na wɔsisii nsuo aniwa nyinaa, na wɔbubuu nnua pa nyinaa; gye Kir-haraset na wɔgyaa n’aboɔ, na ntɔmmoɔtofoɔ kɔtwaa ho hyiae bɔɔ no.

26 Na Moabhene hunuu sɛ ɛdɔm no ano ayɛ den papa ama no no, ɔfaa mmarima ahanson a wɔtwe nkrantɛ kaa ne ho, sɛ ɔrete mu akɔ Edomhene ho, nanso wɔantumi.

27 Ɛnna ɔfaa n’abakan a anka ɔbɛsi n’ananmu adi hene no, na ɔde no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ɔfasuo no so. Na abufuo kɛseɛ baa Israel mu, na wɔfirii ne ho sane baa wɔn asase so.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 4

Elisa ne ɔbaa kunafoɔ no

1 Na adiyifoɔ mma no mu baako yere teaa mu ka kyerɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro AWURADE; na ɔkafoɔ aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.

2 Na Elisa bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ memma woɔ? Kyerɛ me ɛ, ɛdeɛn na wowɔ wɔ efie? Na ɔbuaa sɛ: W’afenaa nni hwee fie, gye ngo ahina baako pɛ.

3 Na Elisa kaa sɛ: Firi adi kɔfemfɛm nhina wɔ wɔn a wɔtete bɛn woɔ nyinaa nkyɛn, nhina hunu, ma no nnɔɔso.

4 Na sɛ woba mu a, to wo ne wo mma no pono mu, na hwiehwie gu nhina no nyinaa mu, na fa deɛ ayɛ ma no sisi nkyɛn.

5 Na ɔfirii ne nkyɛn kɔe, na ɔkɔtoo ne ho ne ne mma pono mu. Wɔn deɛ, wɔde nhina no brɛɛ no, na ɔno nso hwiehwie guguu mu.

6 Na ɛbaa sɛ nhina no yeyɛɛ amaama no, ɔka kyerɛɛ ne ba sɛ: Fa ahina bi brɛ me bio! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ahina biara nni hɔ bio; na ngo no twae.

7 Ɛnna ɔba bɛka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa no. Na ɔkaa sɛ: Kɔ na kɔtɔn ngo no, na fa tua wo ka, na wo ne wo mma nni deɛ aka no ntena ase.

Elisa ne Sunemni baa bi

8 Na da bi Elisa sene kɔɔ Sunem. Na ɔbaa ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔhyɛɛ no ma ɔdidiiɛ. Na daa ɔretwam a, ɔmane hɔ kɔdidi.

9 Na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Hwɛ, mahunu sɛ Nyankopɔn nipa kronkron ne oyi a ɔbɛsene yɛn nkyɛn daa yi;

10 ma yɛnyɛ abansoro fasuo mu pia ketewa bi, na yɛmfa mpadua, ɛpono, adwa ne kaneadua nsisi hɔ mma no, na sɛ ɔba yɛn nkyɛn a, wamane akɔ hɔ.

11 Na da bi ɔbaa hɔ, na ɔmane kɔɔ abansoro pia no mu kɔdaa hɔ.

12 Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra Gehasi sɛ: Kɔfrɛ Sunemni no bra! Na ɔkɔfrɛɛ no bae, na ɔbɛgyinaa n’anim.

13 Na Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ: Bisa no sɛ: Hwɛ, wode ɔhaw yi nyinaa aha wo ho ama yɛn: Ɛdeɛn na yɛnyɛ mma woɔ? Wowɔ asɛm bi a wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene anaa ɔsafohene? Na ɔse: Me deɛ, mete me nkurɔfoɔ mu.

14 Na ɔbisaa sɛ: Gehasi, ɛdeɛn na wɔnyɛ mma no? Na Gehasi kaa sɛ: Ampa, ɔnni ba, na ne kunu nso anyini.

15 Na Elisa kaa sɛ: Frɛ no! Na ɔfrɛɛ no, na ɔbɛgyinaa ɛpono ano.

16 Na ɔkaa sɛ: Afeda sɛsɛberɛ yi mu no, wobɛwo ɔba. Na ɔse: Nyɛ saa, me wura, Nyankopɔn nipa, nni atorɔ nkyerɛ w’afenaa.

17 Nanso ɔbaa no nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima afeda no mu, berɛ a Elisa ka kyerɛɛ no no mu.

18 Na abɔfra no nyinii. Na da bi ɔfirii adi kɔɔ n’agya nkyɛn wɔ ayutwafoɔ nkyɛn.

19 Na ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: Me ti, me ti! Na agya no ka kyerɛɛ aberanteɛ bi sɛ: Ma no so kɔma ne na.

20 Na ɔmaa no so de no brɛɛ ne na; na ɔde no tenaa ne srɛ so kɔsii awigyina, na ɔwui.

21 Na ɔforo de no kɔtoo Nyankopɔn nipa no mpa no so, na ɔtoo ɛpono no mu na ɔfirii adi.

22 Na ɔkɔfrɛɛ ne kunu sɛ: Mesrɛ wo, soma mmeranteɛ no mu baako ne mfunumu abereɛ no mu baako brɛ me, na mentutu mmirika menkɔ Nyankopɔn nipa no nkyɛn na memmra.

23 Na ɔbisaa no sɛ: Adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn nnɛ yi? Ɛnyɛ ɔsrane foforɔ, na ɛnyɛ homeda. Na ɔbaa no kaa sɛ: Ɛnyɛ hwee.

24 Na ɔhyehyɛɛ afunumubereɛ no, na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Ka no kɔ ara, ngo ammirikatuo no mu, gye sɛ meka mekyerɛ wo ansa.

25 Na ɔsii mu, na ɔbɛduruu Nyankopɔn nipa no nkyɛn Karmel bepɔ so. Na ɛbaa sɛ, Nyankopɔn nipa no hunuu no akyirikyiri no, ɔka kyerɛɛ n’abɔfra Gehasi sɛ: Hwɛ, Sunemni no nie.

26 Afei tu mmirika kɔhyia no, na bisa no sɛ: Wo ho yɛ anaa? Wo kunu ho yɛ anaa? Abɔfra no nso ho yɛ anaa? Na ɔbuaa sɛ: Ɛyɛ.

27 Na ɔduruu Nyankopɔn nipa no nkyɛn bepɔ no soɔ no, ɔbɛsosɔɔ ne nan. Na Gehasi twe pinii sɛ ɔrebɛsum no. Na Nyankopɔn nipa no kaa sɛ: Gyaa no, na ne kra werɛ aho wɔ ne mu, nanso AWURADE de ahunta me, na wanka ankyerɛ me.

28 Na ɔbaa no kaa sɛ: Mebɛsrɛɛ me wura hɔ ɔba? Manka sɛ: Nnaadaa me anaa!

29 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ: Bɔ abɔsoɔ, na fa me poma kura na kɔ; woto obi a, nkyea no, nso obiara kyea wo a, nnye no so; na fa me poma yi kɔto abɔfra no anim.

30 Na abɔfra no na kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Ɛnna ɔsɔre dii n’akyi.

31 Na Gehasi dii wɔn anim kɔe, na ɔde poma no kɔtoo abɔfra no anim; nanso wante nne biara, na wanhunu nkwa ho nsɛnkyerɛnneɛ biara. Na ɔsane kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abɔfra no nnyaneeɛ.

32 Na Elisa duruu fie hɔ no, ɔhunuu sɛ, abɔfra no awu da ne mpa so.

33 Ɛnna ɔkɔɔ mu, na ɔtoo wɔn baanu pono mu, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ.

34 Na ɔforo kɔbutuu abɔfra no so, na ɔde n’ano butuu n’ano, na ɔde n’ani butuu n’ani so, na ɔde ne nsam totoo ne nsam, na ɔponoo ne mu, abɔfra no so, na abɔfra no honam yɛɛ hye.

35 Ɛnna ɔsane ba bɛnantee ɛdan no mu dii hɔ akɔneaba. Na ɔforo kɔɔ bio kɔponoo ne mu wɔ ne so: Ɛnna abɔfra no nwansii mprɛnson, na abɔfra no buee n’ani.

36 Na ɔfrɛɛ Gehasi sɛ: Frɛ Sunemni no! Na ɔfrɛɛ no, na ɔbaa ne nkyɛn. Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba no!

37 Ɛnna ɔba bɛhwee ne nan ase kotoo no butuu fam, na ɔfaa ne ba no firii adi.

Owuo a ɛwɔ ɛsɛn no mu. Aduane ma

38 Na Elisa sane baa Gilgal. Na ɛkɔm aba asase no so, na adiyifoɔ mma no tete n’anim. Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra sɛ: Fa ɛsɛnkɛseɛ si so na noa aduane ma adiyifoɔ mma no.

39 Na ɔbaako firi kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔtete fan, na ɔkɔhunuu wiram homa bi, na ɔtetee so wiram ɛferɛ ne ntoma ma, na ɔba bɛtwitwaa mu guu ɛsɛn a aduane wɔ mu no mu; nso na ɔnnim n’adeban.

40 Ɛnna wɔhwie maa nnipa no sɛ wɔnni. Na wɔredi aduane no bie no, wɔteaa mu sɛ: Awuduro wɔ ɛsɛne no mu, Onyame nipa! Na wɔantumi anni.

41 Na ɔkaa sɛ: Ɛnneɛ momfa esiam mmra. Na ɔde guu ɛsɛn no mu, na ɔkaa sɛ: Hwie ma nkurɔfoɔ no na wɔnni. Na biribi bɔne bi nni ɛsɛn no mu bio.

42 Na ɔbarima bi nso firi Baal-salisa bae, na ɔbrɛɛ Nyankopɔn nipa no aba a ɛdi kan paanoo, atokoɔ paanoo aduonu ne ayuo foforɔ a wɔnhwaneeɛ. Na ɔkaa sɛ: Fa ma nkurɔfoɔ no na wɔnni.

43 Na ne somfoɔ no bisaa sɛ: Ɛdeɛn? Memfa yei mensi nnipa ɔha anim anaa? Na ɔkaa bio sɛ: Fa ma nkurɔfoɔ no na wɔnni. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔbɛdi na wɔagya bi.

44 Ɛnna ɔde sii wɔn anim; na wɔdii, na wɔgyaa bi, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 5

Naaman ayaresa

1 Na Siriahene sahene Naaman yɛ onipa titire wɔ ne wura anim, na ɔwɔ animuonyam, ɛfiri sɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a ɔtumi ne ho, nso na ɔyare kwata.

2 Na Siria asafo no mu bi akɔto ahyɛ Israelfoɔ so afa abaayewa kumaa bi dommum aba; na ɔsom Naaman yere.

3 Na ɔka kyerɛɛ n’awuraa sɛ: Aa, sɛ anka me wura wɔ odiyifoɔ a ɔwɔ Samaria no anim a, ɛnneɛ anka ɔbɛsa ne kwata yi ama no.

4 Ɛnna ɔkɔ kɔka kyerɛɛ ne wura sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na abaayewa a ɔfiri Israel asase soɔ no ka.

5 Na Siriahene no kaa sɛ: Kɔ na bra, na mɛtwerɛ Israel hene no nwoma.

Na ɔsii mu kɔe, na ɔfaa dwetɛ dwetikɛseɛ du ne sika nnwetɛbena mpemnsia ne ntadeɛ nsakyeraho du kurae.

6 Na ɔde nwoma no brɛɛ Israel hene sɛ: Sɛ nwoma yi ka wo nsa a, hwɛ, masoma m’akoa Naaman aba wo nkyɛn sɛ sa ne kwata no ma no.

7 Na ɛbaa sɛ, Israel hene kenkan nwoma no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu kaa sɛ: Onyankopɔn ne me na makum na mama nkwa, sɛ oyi resoma ama wɔaba me nkyɛn sɛ mensa obi kwata yi? Ampa, monhwɛ nhunu sɛ, asɛm na ɔrepɛ me.

8 Na Nyankopɔn nipa Elisa tee sɛ Israel hene asunsuane ne ntadeɛ mu no, ɔsoma maa wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn sɛ: Adɛn nti na woasunsuane wo ntadeɛ mu? Ma no mmra me nkyɛn ɛ, na ɔnhunu sɛ odiyifoɔ bi wɔ Israel.

9 Ɛnna Naaman ne n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ba bɛgyinaa Elisa fie pono akyi.

10 Na Elisa somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ ne nkyɛn sɛ: Kɔ na kɔdware Yordan mu mprɛnson, na wo honam bɛsane aba wo ho, na wo ho afi.

11 Ɛnna Naaman bo fuiɛ, na ɔsii mu kɔe, kaa sɛ: Hwɛ, mesusuu sɛ: Fire na ɔbɛfiri aba abɛgyina hɔ abɔ AWURADE ne Nyankopɔn din, na ɔde ne nsa asra hɔ, na wasa kwata no.

12 Damasko nsubɔntene Abana ne Parpar nyɛ nsene Israel nsuo nyinaa? Anka merennware mu na me ho mfi anaa? Na ɔdanee ne ho de abufuo sii mu.

13 Na ne nkoa twe pinii bɛka kyerɛɛ no sɛ: M’agya, sɛ ade kɛseɛ bi na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ wo a, anka worenyɛ anaa? Na nkantom sɛ waka akyerɛ wo sɛ: Kɔdware na wo ho mfi!

14 Ɛnna ɔsiane de ne ho kɔbɔɔ Yordan mu mprɛnson, sɛdeɛ Nyankopɔn nipa asɛm no teɛ no; na ne honam sane baa mu sɛ abɔfra ketewa honam, na ne ho firiiɛ.

15 Na ɔsane baa Nyankopɔn nipa no nkyɛn, ɔno ne n’asafo nyinaa, na ɔba bɛgyinaa n’anim kaa sɛ: Hwɛ, mahunu sɛ Onyankopɔn bi nni asase biara so sɛ Israel nko, na afei gye akyɛdeɛ yi w’akoa nsam.

16 Na ɔse: Sɛ AWURADE a megyina n’anim te aseɛ yi, merennye hwee. Na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnnye, nanso wampene.

17 Na Naaman kaa sɛ: Sɛ ɛnte saa a, ma wɔmfa dɔteɛ a mfunumupɔnkɔ mmienu bɛtumi asoa mma w’akoa, na w’akoa remmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame biara bio sɛ AWURADE nko.

18 Asɛm yi mu nko na AWURADE mfa nkyɛ w’akoa, sɛ me wura rekɔ Rimon fie akɔsɔre hɔ, na ɔtwere me nsa soɔ, na mekoto Rimon fie. Sɛ mekoto Rimon fie a, AWURADE mfa nkyɛ w’akoa, asɛm yi mu.

19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu.

Gehasi sikapɛ ne ɛho asotwe

Na Naaman firii ne nkyɛn kɔɔ kwantiaa bi.

20 Na Nyankopɔn nipa Elisa abɔfra Gehasi kaa sɛ: Hwɛ, me wura agyaa Siriani Naaman yi, sɛ wannye deɛ ɔde baeɛ no ne nsam; sɛ AWURADE te aseɛ yi, mɛtu mmirika mati no makɔgye ne hɔ biribi.

21 Na Gehasi tii Naaman. Na Naaman hunuu sɛ obi de mmirika di n’akyire no, ɔfiri teaseɛnam no mu sii fam bɛhyiaa no kaa sɛ: Asomdwoeɛ mu anaa?

22 Na ɔse: Asomdwoeɛ mu. Me wura asoma me sɛ: Hwɛ, seesei mmeranteɛ baanu a wɔfiri adiyifoɔ mma no mu firi Efraim bepɔ so aba me nkyɛn, mesrɛ wo, ma wɔn dwetɛ talente baako ne ntadeɛ nsakyeraho mmienu.

23 Na Naaman kaa sɛ: Pene na gye talente mmienu. Na ɔhyɛɛ no, na ɔkyekyeree dwetɛ talente mmienu no mmoa mmienu ne ntadeɛ nsakyeraho mmienu no, na ɔde soaa ne mmeranteɛ mu baanu, na wɔsoa dii n’anim.

24 Na ɔduruu kokoɔ no ho no, ɔgyee wɔn nsam, na ɔde kɔguu fie, na ɔgyaa mmarima no kwan maa wɔkɔe.

25 Na ɔno deɛ, ɔba bɛgyinaa ne wura anim. Na Elisa bisaa no sɛ: Gehasi, ɛhe na wofiri reba? Na ɔse: W’akoa nkɔɔ baabiara!

26 Na ɔbisaa no sɛ: M’akoma ne wo ankɔ berɛ a ɔbarima no danee ne ho firii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa woɔ no anaa? Berɛ a wɔgye dwetɛ na wɔgye ntadeɛ ne ngo nnua ne bobe nturo ne nnwan ne anantwie ne nkoa ne mfenaa nie?

27 Na Naaman kwata no bɛfam wo ne w’asefoɔ ho daa. Na ɔfirii n’anim firii adie, na kwata ayɛ no fitaa sɛ sukyerɛmma.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 6

Elisa ma dadeɛ bi tɛ nsuo ani

1 Na adiyifoɔ mma no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, w’anim ha a yɛteɛ yi yɛ hiahiaa papa ma yɛn.

2 Ma yɛnkɔ Yordan ano na yɛnkɔfa mpuna mmaako mmaako mfiri hɔ, na yɛnsiesie baabi wɔ hɔ ntena hɔ. Na ɔse: Monkɔ ɛ!

3 Na ɔbaako kaa sɛ: Pene na ɛne wo nkoa nkɔ. Na ɔbuaa sɛ: Me nso mɛkɔ.

4 Na ɔne wɔn sii mu kɔe. Na wɔduruu Yordan ano no, wɔbubuu nnua no.

5 Na ɔbaako rebu dua no, n’akuma no ti firi tɔɔ nsuo mu. Na ɔteaa mu sɛ: Ao, me wura! Wɔkɔfɛmee oo.

6 Na Nyankopɔn nipa no bisaa sɛ: Ɛhe na ɛtɔeɛ? Na ɔkyerɛɛ no hɔ. Na ɔtwaa dua bi too hɔ, na dadeɛ no bɛtɛɛ ani.

7 Na ɔkaa sɛ: Ma so fa! Na ɔtenee ne nsa fae.

Wɔde anifira bɔ Siriafoɔ

8 Na Siriahene ne Israel bɛdii ako; na ɔne ne nkoa tuu agyina sɛ: Ɛha ne ha na mɛbɔ me nsraban.

9 Na Nyankopɔn nipa no soma maa wɔkɔɔ Israel hene nkyɛn sɛ: Hwɛ yie, na wɔamfa saa bea yi so, ɛfiri sɛ ɛhɔ na Siriafoɔ nam reba.

10 Na Israel hene soma maa wɔkɔɔ faako a Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no na ɔtuu no ɛho foɔ no hɔ, na ɔsraa hɔ, ɛnyɛ prɛko na ɛnyɛ mprenu nso.

11 Ɛnna Siriahene akoma peree no asɛm yi ho; na ɔfrɛɛ ne nkoa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Morenkyerɛ me yɛn mu deɛ ɔwɔ Israel hene afa?

12 Na ne nkoa no mu baako kaa sɛ: Me wura Ɔhene, ɛnte saa, na mmom Odiyifoɔ Elisa a ɔwɔ Israel no na ɔka nsɛm a woka no wo dabekyire no kyerɛ Israel hene.

13 Na ɔse: Monkɔ nkɔsra baabi a ɔwɔ, na mensoma mma wɔnkɔfa no mmra. Na wɔkyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔwɔ Dotan.

14 Ɛnna ɔsomaa apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne dɔm kɛseɛ kɔɔ hɔ, na wɔduruu anadwo, na wɔbɛtwaa kuro no ho hyiae.

15 Na Nyankopɔn nipa no somfoɔ tuaa nhema sɛ ɔresɔre afiri adie no, na hwɛ, ɛdɔm ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa kuro no ho ahyia. Na n’abɔfra no ka kyerɛɛ no sɛ: Ao, me wura, yɛbɛyɛ dɛn?

16 Na ɔse: Nsuro, na wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sene wɔn a wɔka wɔn ho no.

17 Na Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, bue n’ani na ɔnhunu! Na AWURADE buee aberanteɛ no ani, no ɔhunui, na hwɛ, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam ayɛ bepɔ no so ma atwa Elisa ho ahyia.

18 Ɛnna Siriafoɔ siane baa ne so, na Elisa bɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ: Mesrɛ wo, fa anifira bɔ dɔm yi; na ɔde anifira bɔɔ wɔn, sɛdeɛ Elisa asɛm no teɛ no.

19 Na Elisa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ ɔkwan nie, na ɛnyɛ kuro no nie, monni m’akyi, na memfa mo nkɔ ɔbarima a morehwehwɛ no no nkyɛn. Na ɔde wɔn kɔɔ Samaria.

20 Na ɛbaa sɛ wɔduruu Samaria no, Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, bue wɔn ani, na wɔnhunu; na AWURADE buee wɔn ani, na wɔhunui, na hwɛ, na wɔwɔ Samaria mfimfini.

21 Na Israel hene hunuu wɔn no, ɔbisaa Elisa sɛ: M’agya, memmobɔ wɔn anaa?

22 Na ɔbuaa sɛ: Dabi, mmobɔ wɔn. Deɛ wode wo nkrantɛ ne wo tadua afa no dommum no na wobɔ no. Fa aduane ne nsuo sisi wɔn anim na wɔnni na wɔnnom, na wɔnkɔ wɔn wura nkyɛn.

23 Na ɔtoo ɛpono kɛseɛ maa wɔn; na wɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ no, ɔgyaa wɔn kwan, na wɔsii mu kɔɔ wɔn wura nkyɛn. Na Siria fomfafoɔ asafo no antoa so amma Israel asase so bio.

Ɛkɔm ba Samaria

24 Na ɛno akyiri no Siriahene Ben-hadad boaa ne dɔm nyinaa ano hyiae, na ɔforo ba bɛtuaa Samaria.

25 Na ɛkɔm kɛseɛ baa Samaria, na hwɛ, wɔkaa wɔn hyɛɛ mu ara de kɔsii sɛ wɔtɔn afunumu ti gyee nnwetɛbena aduɔwɔtwe, na mmuruburo bini kab abupɛn nnan mu baako gyee nnwetɛbena nnum

26 Na Israel hene retwam ɔfasuo no soɔ no, ɔbaa bi bɔn no sɛ: Owura Ɔhene, boa me!

27 Na ɔse: Sɛ AWURADE ammoa wo a, mɛfiri he na maboa woɔ? Ɛmfiri ayuporebea anaa nsa-kyi-amena mu?

28 Na Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ woɔ? Na ɔse: Ɔbaa yi ka kyerɛɛ me sɛ: Fa wo ba ma yɛnni ne nam nnɛ, na yɛadi me ba nam ɔkyena.

29 Na yɛnoaa me ba no weeɛ; na adeɛ kyeeɛ no, mesee no sɛ: Fa wo ba bra ma yɛnwe; na ɔde ne ba no ahunta.

30 Na ɔhene tee ɔbaa no nsɛm no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu. Na ɔretwam ɔfasuo no soɔ no, nkurɔfoɔ no hwɛe, na ɔfira ayitoma wɔ aseɛ de akata ne honam ani.

31 Ɛnna ɔkaa sɛ: Sɛ wɔankum Safat ba Elisa nnɛ da yi a, Onyankopɔn nyɛ me sei na ɔnto so sei.

32 Nanso na Elisa te ne fie, na mpanimfoɔ no tete ne nkyɛn. Na ɔhene somaa onipa dii n’anim. Na ɔbɔfoɔ no nnya nnuruu ne nkyɛn no, ɔno ara ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ moahunu sɛ owudini ba yi asoma sɛ wɔmmɛtwa me tire? Monhwɛ, sɛ ɔbɔfoɔ no ba a, monto pono mu, na mompia no nkɔ pono ano. Ɛnyɛ ne wura nan ase pim pim na ɛdi n’akyire yi?

33 Na ɔda so ne wɔn rekasa no, hwɛ, na ɔbɔfoɔ no resiane aba ne nkyɛn. Na ɔkaa sɛ: Hwɛ, bɔne yi firi AWURADE nkyɛn, ɛdeɛn na mentwɛn AWURADE mennye bio?

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 7

Berɛ pa wɔ Samaria

1 Ɛnna Elisa kaa sɛ: Montie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔkyena sɛsɛɛ ayuosiam susuo adeɛ baako bɛdi dwetɛbena, na atokoɔ susuo adeɛ mmienu bɛdi dwetɛbena Samaria kuro pono ano.

2 Ɛnna okunini a ɔhene twere ne nsa soɔ no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ɔse: Wo ara wode w’ani bɛhunu, na worenni bi.

3 Na mmarima akwatafoɔ baanan wɔ kuro no pono ano, na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Adɛn na yɛtete ha kɔsi sɛ yɛbɛwuwuo?

4 Sɛ yɛse: Yɛbɛhyɛne kuro no mu a, ɛnneɛ ɛkɔm wɔ kuro no mu na yɛbɛwuwu hɔ; na sɛ yɛtete ha yi nso a, yɛbɛwuwu; na afei mommra mma yɛnkɔhwɛ Siriafoɔ nsraban no mu, sɛ wɔgye yɛn nkwa a, yɛbɛtena ase, sɛ wɔku yɛn nso a, yɛawu.

5 Na wɔsɔree anwummerɛ fɔmm sɛ wɔrekɔ Siriafoɔ nsraban mu: Na wɔduruu Siriafoɔ nsraban no ano, na hwɛ, onipa biara nni hɔ.

6 Na AWURADE ama Siriafoɔ dɔm ate nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne dɔm kɛseɛ nka, na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, Israel hene akɔgye Hetifoɔ ahemfo ne Misraim ahemfo adɔm atia yɛn sɛ wɔmmra yɛn so.

7 Enti anwummerɛ no wɔasɔre adwane, na wɔagyigya wɔn ntomadan ne wɔn apɔnkɔ ne wɔn mfunumu ne nsraban no sɛdeɛ ɛteɛ no, na wɔn nkwa nti wɔadwane.

8 Na akwatafoɔ no duruu nsraban no ano no, wɔkɔɔ ntomadan baako mu kɔdidii nomee, na wɔfaa dwetɛ ne sika ne ntoma firii hɔ kɔe de kɔhuntae, na wɔsane ba bɛhyɛnee ntomadan foforɔ mu, na wɔfaa hɔ adeɛ nso, na wɔde kɔ kɔhuntae.

9 Ɛnna wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ, ɛnnɛ da yi yɛ asɛmpa da, na yɛn deɛ, yɛayɛ komm yi; na sɛ yɛtwɛn kɔsi adekyeeɛ a, asotwe bi bɛda yɛn so; na afei momma yɛnkɔ ahemfie nkɔka!

10 Na wɔba bɛfrɛɛ kuro no apono ano ahwɛfoɔ, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛkɔɔ Siriafoɔ nsraban mu, na hwɛ, onipa biara ne onipa nne biara nni hɔ gye apɔnkɔ a wɔasesa wɔn ne mfunumu a wɔasesa wɔn ne ntomadan no, sɛdeɛ ɛteɛ.

11 Na ɛpono ano ahwɛfoɔ no frɛe maa wɔkɔkaa no ahemfie.

12 Ɛnna ɔhene sɔree anadwo no, na ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Mɛkyerɛ mo deɛ Siriafoɔ ayɛ yɛn yi: Wɔnim sɛ ɛkɔm de yɛn, enti na wɔafiri nsram hɔ korɔ sɛ wɔrekɔhunta wiram, na sɛ wɔfiri kuro no mu ba a, yɛakye wɔn animono, na yɛakɔhyɛne kuro no mu.

13 Na ne nkoa no mu baako buaa sɛ: Ɛnneɛ ma wɔmfa apɔnkɔ nkaeɛ a wɔaka kurom ha no mu nnum, hwɛ, wɔte sɛ Israel dodoɔ a wɔaka mu no, hwɛ wɔte sɛ Israel dodoɔ a wɔahyeɛ no, na ma yɛnsoma wɔn na yɛnhwɛ.

14 Na wɔfaa apɔnkɔ nteaseɛnam mmienu na ɔhene somaa wɔn maa wɔdii Siriafoɔ dɔm no akyiri sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ!

15 Na wɔdii wɔn akyi de kɔduruu Yordan ano, na hwɛ, ntadeɛ ne nnoɔma nnoɔma a Siriafoɔ atoto agu wɔn ntɛmpɛ no mu ayɛ ɔkwan no nyinaa so ma. Na abɔfoɔ no sane ba bɛka kyerɛɛ Ɔhene.

16 Ɛnna nkurɔfoɔ no firii adie kɔfom Siriafoɔ nsraban no. Na esiam susuo adeɛ baako tiriboɔ bɛyɛɛ dwetɛbena, na ɛmo susuo adeɛ mmienu nso yɛɛ dwetɛbena, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no.

17 Na ɔhene yii okunini a ɔtwere ne nsa soɔ no sɛ ɔnhwɛ ɛpono ano; na nkurɔfoɔ no tiatiaa ne so ɛpono no mu, na ɔwui, sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no kasa a ɔhene siane baa ne nkyɛn no, ɔkaeɛ no.

18 Na ɛbaa mu sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Atokoɔ susuo adeɛ bɛyɛ dwetɛbena, na ayuosiam susuo adeɛ baako nso ayɛ dwetɛbena ɔkyena sɛsɛɛ Samaria kuro pono ano.

19 Na ɔsafohene no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi anaa? Na ɔse: Hwɛ, wo deɛ, wode w’ani bɛhunu, na worenni bi.

20 Na ɛyɛɛ no saa ara, na nkurɔfoɔ no tiatiaa no kuro pono no mu, na ɔwui.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 8

Elisa ne Sunemni baa no

1 Na Elisa aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne ba no sɛ: Sɔre kɔ, wo ne wo fie, na kɔyɛ ɔhɔhoɔ baabiara a wobɛtumi, na AWURADE rema ɛkɔm aba, na ɛbɛba asase yi so mfeɛ nson.

2 Na ɔbaa no sɔree yɛɛ sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no asɛm no teɛ no, na ɔne ne fiefoɔ sii mu kɔ kɔyɛɛ ahɔhoɔ Filistifoɔ asase so mfeɛ nson.

3 Na ɛbaa sɛ mfeɛ nson no awieeɛ no, ɔbaa no sane firii Filistifoɔ asase so bae, na ɔfiri adi kɔsrɛɛ ɔhene sɛ ɔregye ne fie ne n’asase.

4 Nso na ɔhene ne Nyankopɔn nipa no abɔfra Gehasi rekasa sɛ: Ka me nnoɔma akɛseɛ a Elisa ayɛ no ɛ!

5 Na ɔgu so reka kyerɛ ɔhene sɛdeɛ Elisa nyanee owufoɔ no, hwɛ, ɔbaa a ɔnyanee ne ba maa no no bɛsrɛɛ ɔhene sɛ ɔregye ne fie ne n’asase. Na Gehasi kaa sɛ: Me wura Ɔhene, ɔbaa no nie, na ne ba a Elisa maa no nyaa nkwa no nie.

6 Na ɔhene bisaa ɔbaa no no, ɔka kyerɛɛ no. Ɛnna ɔhene yii opiani bi maa no sɛ: Hwehwɛ deɛ ɛyɛ ne deɛ nyinaa, ne n’afuo no aba nyinaa, ɛfiri da a ɔgyaa asase yi hɔ de bɛsi nnɛ ma no.

Hasael di Siria so hene

7 Na Elisa kɔɔ Damasko; nso na Siriahene Ben-hadad yare; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Nyankopɔn nipa no aba ha.

8 Na ɔhene no ka kyerɛɛ Hasael sɛ: Fa ayɛyɛdeɛ kura wo nsam, na kɔ kɔhyia Nyankopɔn nipa no, na kɔbisa AWURADE adeɛ ne hɔ sɛ: Mɛnya yadeɛ yi mu nkwa anaa?

9 Na Hasael ba bɛhyiaa no, na ɔfaa ayɛyɛdeɛ kurae, ɛyɛ Damasko nnoɔma pa nyinaa mu bi, yoma aduanan na ɛsoso wɔn. Na ɔba bɛgyinaa n’anim sɛ: Wo ba Ben-hadad, Siriahene na ɔsomaa me wo nkyɛn sɛ: Mɛnya yadeɛ yi mu nkwa anaa?

10 Na Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ kɔka kyerɛ no sɛ: Nkwa deɛ, wobɛnya, na AWURADE akyerɛ me sɛ wobɛwu ara.

11 Na ɔgyenee n’ani hwɛɛ no dinn kɔsii sɛ n’ani wuiɛ, na Nyankopɔn nipa no sui.

12 Na Hasael bisaa sɛ: Adɛn nti na me wura resu? Na ɔse: Ɛfiri sɛ menim bɔne a wobɛyɛ Israelfoɔ. Wɔn nkuro a ɛyɛ den no, wobɛtoto mu gya, na wode nkrantɛ bɛkunkum wɔn mmeranteɛ, na woatete wɔn nkɔkoaa ahwehwe fam, na woapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.

13 Na Hasael kaa sɛ: Na w’akoa ne deɛn, ɔkraman yi a, sɛ ɔbɛyɛ adeɛ kɛseɛ yi? Na Elisa se: AWURADE ama mahu wo sɛ Siriahene.

14 Na ɔfirii Elisa nkyɛn kɔ kɔduruu ne wura nkyɛn. Na ɔbisaa no sɛ: Ɛdeɛn na Elisa ka kyerɛɛ woɔ? Na ɔse: Ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nkwa deɛ, wobɛnya.

15 Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfaa mmuatoma no bɔɔ nsuo mu de kataa n’anim, na ɔwui. Na Hasael sii n’ananmu dii hene.

Yoram di Yuda so hene

16 Na Israelhene Ahab ba Yoram afe a ɛtɔ so nnum mu berɛ a Yehosafat dii Yuda hene no, na Yudahene Yehosafat ba Yehoram bɛdii hene.

17 Ɔbɛdii hene no na wadi mfirinhyia aduasa mmienu, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem.

18 Na ɔfaa Israel ahemfo kwan so sɛdeɛ Ahab fie yɛeɛ, ɛfiri sɛ na ne yere yɛ Ahab ba. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.

19 Nanso n’akoa Dawid nti AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Yuda, sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma no ne ne mma nna nyinaa.

20 Ne berɛ so na Edom tee atua firii Yuda nsa aseɛ, na wɔkɔsii wɔn so hene.

21 Na Yoram twaa mu kɔɔ Sair, ne nteaseɛnam nyinaa ka ne ho; na ɔsɔree anadwo, kɔkunkumm Edomfoɔ a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no; na nkurɔfoɔ no dwane kɔɔ wɔn ntomadan mu.

22 Na Edom tee atua firii Yuda nsa ase de bɛsi nnɛ. Ɛnna Libna nso tee atua berɛ no ara mu.

23 Na Yoram ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

24 Na Yoram tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho Dawid kuro mu; na ne ba Ahasia sii n’ananmu dii hene.

Ahasia di Yuda so hene

25 Na Israelhene Ahab ba Yoram afe a ɛtɔ so dummienu mu na Yudahene Yehoram ba Ahasia bɛdii hene.

26 Ahasia dii mfeɛ aduonu mmienu na ɔbɛdii hene no, na ɔdii hene afe baako Yerusalem. Na ne na din de Atalia a ɔyɛ Israelhene Omri ba.

27 Na ɔfaa Ahab fiefoɔ kwan so, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Ahab fie, ɛfiri sɛ na Ahab ase ne no.

28 Na ɔne Ahab ba Yoram ne Siriahene Hasael kɔkoeɛ wɔ Ramot-gilead. Na Siriafoɔ piraa Yoram.

29 Na Ɔhene Yoram sane baa sɛ ɔrebɛsa pira a Siriafoɔ piraa no Rama, berɛ a ɔne Siriahene Hasael reko no wɔ Yesreel. Na Yudahene Yehoram ba Ahasia siane kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yoram wɔ Yesreel, ɛfiri sɛ na ɔyare.

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 9

Wɔsra Yehu ngo si no Israel so hene

1 Na Odiyifoɔ Elisa frɛɛ adiyifoɔ mma no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ abɔsoɔ, na fa ngo toa yi kura wo nsam, na kɔ Ramot-gilead.

2 Na sɛ woduru hɔ a, hwehwɛ Nimsi ba Yehosafat ba Yehu hɔ, na kɔ mu, na ma no nsɔre mfiri ne nuanom mu, na fa no kɔ mpiakyire pia mu,

3 na fa ngo toa no hwie gu n’atifi, na ka sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Masra wo ngo asi Israel so hene; na hini ɛpono no na dwane, na nnyina.

4 Ɛnna aberanteɛ a ɔyɛ odiyifoɔ aberanteɛ no sii mu kɔɔ Ramot-gilead.

5 Na ɔduruiɛ no, na hwɛ, ɛdɔm so asafohene tete hɔ; na ɔkaa sɛ: Mewɔ asɛm bi mese wo, ɔsafohene. Na Yehu bisaa sɛ: Wone yɛn nyinaa mu hwan? Na ɔse: Mene wo, ɔsafohene.

6 Ɛnna ɔsɔre kɔɔ ɛdan no mu, na ɔhwiee ngo no guu n’atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Masra wo masi wo AWURADE man Israel so hene.

7 Na wobɛbɔ wo wura Ahab fie, na matɔ me nkoa adiyifoɔ no mogya ne AWURADE nkoa nyinaa mogya so were Isebel nsam;

8 na Ahab fie nyinaa asɛe, na matwa Ahabni barima biara atwene, akoa oo, ɔdehyeɛ oo, Israel mu.

9 Na mɛyɛ Ahab fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie ne Ahia ba Baasa fie.

10 Na akraman bɛwe Isebel nam, Yesreel asase so, na obiara nni hɔ a ɔbɛsie no. Na ɔhinii ɛpono no dwanee.

11 Na Yehu firii adi baa ne wura nkoa nkyɛn. Na obi bisaa no sɛ: Ɛyɛ anaa? Adɛn nti na ɔbɔdamfoɔ yi baa wo nkyɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim ɔbarima no ne ne nsɛnkeka.

12 Na wɔse: Atorɔ! Ka kyerɛ yɛn ɛ! Na ɔse: Sɛɛ ne sɛɛ na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Masra wo ngo masi wo Israel so hene.

13 Ɛnna wɔyɛɛ ntɛm yiyii wɔn ntadeɛ de hyehyɛɛ n’ase wɔn nan ase wɔ ntwedeɛ no ara soɔ, na wɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yehu adi hene!

Yehu di Yehoram ne Ahasia awu

14 Na Nimsi ba Yehosafat ba Yehu pam Yoram tiri so; nso na Yoram ne Israel nyinaa rewɛn wɔ Ramot-gilead, Siriahene Hasael nti;

15 na Ɔhene Yehoram deɛ, na wasane aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa pira a ɔne Siriahene Hasael reko no, Siriafoɔ piraa no no. Na Yehu kaa sɛ: Sɛ sei ne w’adwene a, ɛnneɛ mommma obiara mmfiri adi nnnwane mmfiri kuro yi mu nnkɔka no wɔ Yesreel.

16 Na Yehu tenaa teaseɛnam mu kɔɔ Yesreel. Na ɛhɔ na na Yoram da, na Yudahene Ahasia asiane aba sɛ ɔrebɛhwɛ Yoram.

17 Na ɔwɛmfoɔ gyina Yesreel abantenten so; na ɔhunuu Yehu asafokuo no sɛ wɔreba, na ɔkaa sɛ: Mehunu asafokuo bi. Na Yehoram se: Fa ɔpɔnkɔsoteni soma no ma no nkɔhyia wɔn, na ɔmmisa sɛ: Asomdwoeɛ anaa?

18 Na ɔpɔnkɔsoteni bi kɔ kɔhyiaa no, na ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Asomdwoeɛ anaa? Na Yehu se: Wo ne asomdwoeɛ wɔ deɛn na ɛyɛ? Bra bɛdi m’akyi! Na ɔwɛmfoɔ no de nkra kɔmaa ɔhene sɛ: Ɔbɔfoɔ no aduru wɔn nkyɛn, nso ɔnsane mma.

19 Ɛnna ɔsomaa ɔpɔnkɔsoteni a ɔtɔ so mmienu; na ɔkɔduruu wɔn nkyɛn no, ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Ɛyɛ asomdwoeɛ anaa? Na Yehu se: Asomdwoeɛ fa wo ho bɛn? Bra bɛdi m’akyi!

20 Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ: Waduru wɔn nkyɛn, nso ɔnsane mma. Na ɔka pɔnkɔ no sɛdeɛ Nimsi ba Yehu ka no, na ɔka no denden pa ara.

21 Ɛnna Yehoram kaa sɛ: Monsiesie! Na wɔsiesiee ne teaseɛnam no. Na Israelhene Yehoram ne Yudahene Ahasia firii adi, wɔn nteaseɛnam mu, na wɔfiri kɔhyiaa Yehu, na wɔkɔtoo no Yesreelni Nabot asase no so.

22 Na Yehoram hunuu Yehu no, ɔbisaa sɛ: Yehu, asomdwoeɛ anaa? Na ɔse: Asomdwoeɛ bɛyɛ dɛn aba, berɛ a wo na Isebel adwamammɔ ne n’abayigorɔ bebree no rekɔ soɔ yi?

23 Ɛnna Yehoram danee ne ho dwaneeɛ, na ɔka kyerɛɛ Ahasia sɛ: Atirisopamsɛm nie, Ahasia!

24 Na Yehu de n’ahoɔden nyinaa twee n’agyan mu to bɔɔ Yehoram abasa ntam, na agyan no hwiree n’akoma mu, na ɔhwee ne teaseɛnam mu.

25 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne kunini Bidkar sɛ: Ma no so to no twene Yesreelni Nabot asase no so! Na kae sɛ me ne wo te apɔnkɔ so bɔɔ anan dii n’agya Ahab akyiri no, AWURADE de atemmusɛm yi too ne so sɛ:

26 Ampa ara, mehunuu Nabot mogya ne ne mma mogya nnora! AWURADE na ɔseɛ: Na mɛtua wo ɛso ka, asase yi so! AWURADE na ɔseɛ. Na afei ma no so to no twene asase yi so, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no.

27 Na Yudahene Ahasia hunuiɛ no, ɔfaa turom dan kwan so dwanee. Na Yehu tii no, na ɔkaa sɛ: Mommɔ ɔno nso teaseɛnam no mu. Wɔyɛɛ saa Gur aforoeɛ a ɛwɔ Yibleam ho no; na ɔdwane kɔɔ Megido, na ɔkɔwuu wɔ hɔ.

28 Na ne nkoa de no nam teaseɛnam mu kɔɔ Yerusalem; na wɔsiee no n’asieeɛ kaa n’agyanom ho, Dawid kuro mu.

29 Na Ahab ba Yoram afe a ɛtɔ so dubaako mu na Ahasia bɛdii Yuda so hene.

Isebel awieeɛ a ɛyɛ hu

30 Ɛnna Yehu baa Yesreel. Na Isebel teeɛ no, ɔkekaa n’ani ho adubire, na ɔhyehyɛɛ ne ti, na ɔhwɛɛ mpomma mu.

31 Na Yehu duruu ɛpono no ano no, ɔbisaa sɛ: Ɛyɛ asomdwoeɛ anaa, wo Simri a, wokumm wo wura?

32 Na ɔmaa n’ani so hwɛɛ mpomma no, na ɔbisaa sɛ: Hwan na ɔwɔ m’afa, hwan? Ɛnna pia mufoɔ baanu anaa baasa firi bɔɔ wɔn ani kyerɛɛ no.

33 Na ɔkaa sɛ: Monto no nhwe fam! Ɛnna wɔtoo no hwee fam, na ne mogya bi petee ɔfasuo ho ne apɔnkɔ no ho, na ɔde teaseɛnam faa ne so.

34 Na ɔhyɛnee mu; na ɔdidiiɛ na ɔnomeeɛ no, ɔkaa sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ ɔbaa a wɔadome no no, na monsie no, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔhene babaa.

35 Na wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔsie no, na wɔanhunu ne ho biribiara gye ne tikwankoraa ne ne nan ne ne nsayam.

36 Na wɔsane bɛka kyerɛɛ no; na ɔkaa sɛ: AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa Elia Tisbini no so kaeɛ no nie sɛ: Yesreel asase so na akraman bɛwe Isebel nam,

37 na Isebel funu bɛhwete ayɛ sɛ sɛbeɛ wɔ wiram, Yesreel asase no so, na obiara anhunu anka sɛ: Isebel nie!

Categories
2 Ahemfo

2 Ahemfo 10

Yehu sɛe Ahab fie

1 Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson wɔ Samaria. Na Yehu twerɛtwerɛɛ nwoma na ɔsoma maa wɔde kɔɔ Samaria kɔmaa Yesreel asafohene, mpanimfoɔ ne Ahab mmagyegyefoɔ no sɛ:

2 Sɛ nwoma yi ka mo nsa a, sɛ mo wura mma wɔ mo nkyɛn na nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne nkuro a wɔato ho afasuo ne akodeɛ nso wɔ mo nkyɛn yi;

3 monhwehwɛ mo wura mma no mu deɛ ɔyɛ, ne deɛ ɔtene, na momfa no ntena n’agya adwa so, na monko mma mo wura fie.

4 Na wɔsuroo pa ara kaa sɛ: Hwɛ, ahemfo baanu no annyina n’anim, na yɛn deɛ, yɛbɛgyina sɛn?

5 Na deɛ ɔhwɛ ahemfie no soɔ, ne deɛ ɔdi kuro no soɔ no, mpanimfoɔ ne mmagyegyefoɔ no soma maa wɔkɔɔ Yehu nkyɛn sɛ: Wo nkoa ne yɛn, na deɛ wobɛka akyerɛ yɛn nyinaa, yɛbɛyɛ; yɛrensi ɔhene biara; yɛ deɛ wopɛ.

6 Ɛnna ɔtwerɛɛ wɔn nwoma a ɛtɔ so mmienu sɛ: Sɛ mowɔ m’afa na mobɛtie me a, momfa nnipa no, mo wura mma no tiri mmra me nkyɛn ɔkyena sɛsɛɛ wɔ Yesreel. Nso na ɔhene mma no yɛ mmarima aduɔson; kuro no mu nnipa akɛseɛ no nkyɛn na wɔyɛnee wɔn.

7 Na ɛbaa sɛ nwoma no kaa wɔn nsa no, wɔfaa ɔhene mma no kunkumm nnipa aduɔson no, na wɔde wɔn tiri guu nkɛntɛn mu, na wɔsoma maa wɔde kɔmaa no wɔ Yesreel.

8 Na ɔbɔfoɔ no ba bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wɔde ɔhene mma no tiri no aba. Na ɔse: Monhɔre no akuo mmienu ɛpono no ano nkɔsi anɔpa.

9 Na anɔpa no, ɔfirii adi kɔgyinaa hɔ, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Modi bem, hwɛ, me na mepamm me wura tiri soɔ na mekumm no; na hwan na ɔkunkumm yeinom nyinaa?

10 Monhunu afei, sɛ AWURADE asɛm a ɔkaa no Ahab fie ho no mu biara bɛba mu, na AWURADE ayɛ deɛ ɔnam n’akoa Elia so kaeɛ no.

11 Na Yehu kumm Ahab fie nnipa a wɔkaa wɔ Yesreel no nyinaa ne ne nnipa akɛseɛ ne n’amannifoɔ ne n’asɔfoɔ nyinaa kɔsii sɛ wannya no obiara amma wamfiri mu amfire.

12 Na ɔsɔre sii mu kɔɔ Samaria; na ɔduruu Bet-eked nnwanhwɛfoɔ nsraban mu, ɔkwan mu no,

13 Yehu hyiaa Yudahene Ahasia nuanom, na ɔbisaa wɔn sɛ: Hwannom ne mo? Na wɔse: Ahasia nuanom ne yɛn, na yɛresiane akɔ akɔhwɛ ɔhene mma ne ɔhemmaa mma no sɛ wɔte sɛn.

14 Na ɔkaa sɛ: Monkye wɔn anikan so! Na wɔkyeree wɔn anikan, na wɔkunkumm wɔn wɔ Bet-eked amena ho, nnipa aduanan mmienu, na wɔannyae wɔn mu biara.

15 Na ɔfiri hɔ rekorɔ no, ɔhunuu Rekab ba Yehonadab sɛ ɔreba abɛhyia no; na ɔkyeaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Wodɔ me sɛdeɛ medɔ woɔ no? Na Yehonadab se: Medɔ wo! Na sɛ ɛte saa a, sɔ me nsa mu ɛ! Na ɔsɔɔ mu; na ɔmaa no foro kɔɔ ne nkyɛn teaseɛnam no mu.

16 Na ɔkaa sɛ: Ɛne me nkɔ, na kɔhwɛ me ninkunu a metwe mema AWURADE. Na ɔmaa no tenaa ne teaseɛnam no mu.

17 Na ɔduruu Samaria no, ɔkumm nnipa a wɔka maa Ahab, Samaria no nyinaa kɔsii sɛ ɔtɔree wɔn ase, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Elia no.

Yehu sɛe Baal

18 Na Yehu boaboaa ɔman no nyinaa ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ahab somm Baal kakraa bi, na Yehu deɛ, ɔbɛsom no bebree.

19 Na afei, Baal adiyifoɔ nyinaa, ne n’asomfoɔ nyinaa ne n’asɔfoɔ nyinaa, momfrɛ wɔn mmra me nkyɛn, mommma obiara nnka, na mewɔ afɔdeɛ kɛseɛ bi bɔ mema Baal; obiara a ɔremma no rennya nkwa. Na Yehu yɛɛ no aniteɛ mu, sɛ ɔrebɛsɛe Baal asomfoɔ.

20 Na Yehu kaa sɛ: Mompae nhyia kronkron mma Baal. Na wɔpaee.

21 Na Yehu soma maa wɔkɔkyinii Israel nyinaa, na Baal nkoa nyinaa bae, wɔannya obiara a wamma. Na wɔbaa Baal fie, na Baal fie yɛɛ ma firi ano kɔpem ano.

22 Na ɔka kyerɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadeɛ dan soɔ no sɛ: Yiyi ntadeɛ brɛ Baal nkoa nyinaa. Na ɔkɔyii ntadeɛ no de brɛɛ wɔn.

23 Ɛnna Yehu ne Rekab ba Yehonadab kɔɔ Baal fie, na ɔka kyerɛɛ Baal nkoa no sɛ: Mompeepee mu nhunu na AWURADE nkoa mu bi ammɛka mo ho ha sɛ Baal nkoa nko.

24 Na ɔkɔɔ mu sɛ ɔrekɔbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ.

Na Yehu de mmarima aduɔwɔtwe agyina adihɔ sɛ: Sɛ mmarima a mede wɔn merehyɛ mo nsa yi mu biara firi mu kɔ a, deɛ ɔmaa no kɔeɛ no kra bɛsi ne kra ananmu.

25 Na ɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, Yehu ka kyerɛɛ awɛmfoɔ ne akunini no sɛ: Monkɔ nkɔkunkum wɔn, mommma obiara mmfi. Na awɛmfoɔ ne akunini no de nkrantɛ ano kunkumm wɔn totoo wɔn gui.

26 Na wɔkɔɔ Baal fie ban no mu, na wɔyii Baal fie adum no, na wɔhyeeɛ;

27 na wɔbubuu Baal dum no, na wɔdwirii Baal fie no gui, na wɔde yɛɛ tiafi de bɛsi nnɛ.

28 Saa na Yehu sɛee Baal firii Israel.

29 Nanso Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne akyiri deɛ, Yehu amfi, ɛne sika nantwie mma a ɛwɔ Betel ne Dan no.

30 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yehu sɛ: Ɛsiane sɛ woayɛ yei, sɛ woayɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, na woayɛ Ahab fie sɛdeɛ ɛwɔ m’akoma mu nyinaa nti, wo mma a wɔbɛtɔ so nnan no bɛtena Israel adwa so.

31 Nanso Yehu anhwɛ amfa n’akoma nyinaa anni AWURADE Israel Nyankopɔn mmara so; wamfiri Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.

32 Nna no mu na AWURADE firii aseɛ twitwaa Israel soɔ, na Hasael dii wɔn so Israel ahyeɛ nyinaa so,

33 ɛfiri Yordan owiapueeɛ, Gilead asase nyinaa, Gadfoɔ ne Rubenfoɔ ne Manasefoɔ deɛ, firi Aroer a ɛwɔ Arnon subonhwa ano ne Gilead ne Basan.

34 Na Yehu ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne mmaninneɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu anaa?

35 Na Yehu tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria; na ne ba Yehoahas sii n’ananmu dii hene.

36 Na nna a Yehu de dii Israel so hene Samaria no yɛ mfirinhyia aduonu nwɔtwe.