Categories
1 Timoteo

1 Timoteo 1

Nkyea

1 Paulo, Kristo Yesu somafoɔ, sɛdeɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu a ɔno ne yɛn anidasoɔ no hyɛeɛ no,

2 de kɔma Timoteo a ɔyɛ me gyidie mu ɔba nokorɛ mu: Adom, mmɔborɔhunu, ne asomdwoeɛ mfiri Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.

Timoteo adwuma titire wɔ Efeso

3 Sɛdeɛ merekɔ Makedonia mesrɛɛ wo sɛ tena Efeso na woatu nnipa bi fo, sɛ wɔnnkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ,

4 nso wɔnntie anansesɛm ne anatoɔ a ɛnni awieeɛ a ɛho wɔ nsɛmmisa mmom sene Nyankopɔn fiehwɛ a ɛwɔ gyidie mu no.

5 Na afotusɛm no botaeɛ ne ɔdɔ a ɛfiri akoma kronn ne ahonim pa ne gyidie a nkontompo nni mu mu.

6 Ɛno na ebinom atere ho adane kɔ nsɛnhuhuo mu

7 pɛ sɛ wɔyɛ mmarakyerɛfoɔ, nanso wɔnte deɛ wɔka ne deɛ wɔhyɛ mu den no aseɛ.

8 Na yɛnim sɛ mmara no, sɛ obi di so sɛ ɛteɛ a, ɛyɛ.

9 Na onii no nim sɛ mmara bi nna hɔ mma ɔteneneeni, na ɛda hɔ ma mmaratofoɔ, wɔn a wɔnsuro Onyankopɔn ne nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔn ho nteɛ na wɔn ho agu fi, wɔn a wɔkum wɔn agya ne wɔn na, nnipakumfoɔ,

10 adwamammɔfoɔ ne mmarima a wɔne mmarima da, nnipatɔnfoɔ, atorofoɔ, ntantofoɔ ne biribiara a ɛka ho a ɛne nkyerɛkyerɛ pa no di asie,

11 sɛdeɛ nhyira Nyankopɔn animuonyam asɛmpa a wɔde ahyɛ me nsa no teɛ no.

Adom a wɔyi kyerɛ Paulo

12 Na meda Kristo Yesu, yɛn Awurade a ɔhyɛɛ me den no ase, sɛ wabu me ɔnokwafoɔ de me ahyɛ ɔsom no mu.

13 Ɛwom sɛ na anka kane no, meyɛ mmusubɔfoɔ ne ɔtaafoɔ ne oniɛdenfoɔ, nanso wɔahu me mmɔborɔ, ɛfiri sɛ na mennim na meyɛɛ no gyeɛ a mannye mannie mu.

14 Na yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu.

15 Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan.

16 Nanso yei nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a medi kan mu na Yesu Kristo bɛyi abodwokyɛre nyinaa adi de ayɛ wɔn a wɔrebɛgye no adie akɔ daa nkwa mu no nhwɛsoɔ.

17 Nanso mmerɛ santen hene, Onyankopɔn koro a ɔte ase daa a wɔnhu no no, anidie ne animuonyam nka no, mmerɛ santen mfesanten. Amen!

Ɔtu Timoteo fo

18 Saa ɔkasakyerɛ yi na mede mehyɛ wo nsa, me ba Timoteo, sɛdeɛ adiyisɛm a wɔkaa no wo ho kane no teɛ no, sɛ fa so ko ɔko pa no,

19 na nya gyidie ne ahonim pa a ebinom agyaa mu na wɔagu asu gyidie ho no.

20 Wɔn mu bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn mama Satan, sɛ wɔntwe wɔn aso na wɔanka abususɛm.

Categories
1 Timoteo

1 Timoteo 2

Asafo no mmɔ mpaeɛ

1 Na afei, deɛ ɛdi ne nyinaa kan no, metu fo sɛ wɔnyɛ nkotosrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa;

2 ahemfo ne wɔn a wɔdi tumi nyinaa, na yɛatena ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.

3 Na yei yɛ, na ɛsɔ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn

4 a ɔpɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokorɛ nimdeɛ mu no ani.

5 Na

Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ,

ne Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafoɔ koro,

ɔno ne onipa Kristo Yesu,

6 a ɔde ne ho maa sɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa sɛ ɛnyɛ adanseɛ ɛberɛ a wɔahyɛ mu.

7 Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ (meka nokorɛ, menni atorɔ), amanaman mufoɔ kyerɛkyerɛfoɔ wɔ gyidie ne nokorɛ mu.

Asɔre mu abrabɔ

8 Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpaeɛ wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho teɛ so, a abufuo anaa akyinnyeɛ nni mu.

9 Saa ara nso na mmaa nhyɛ ntadeɛ a ɛsɛ, mfa ani a ɛwu adeɛ ne adwenemuteɛ nkeka wɔn ho, ɛnyɛ mmɛsawɔ anaa sika anaa nhwene pa anaa ntadeɛ a ɛwɔ boɔ mu,

10 na mmom nnwuma pa a ɛsɛ mmaa a wɔyi onyamesom kyerɛ mu.

Ɔbaa hyɛ ɔbarima ase

11 Mmaa nyɛ komm nsua asɛm no ahobrɛaseɛ nyinaa mu.

12 Ɔbaa deɛ, memma no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ ɔnni ɔbarima so, na mmom ɔnyɛ komm.

13 Ɛfiri sɛ wɔbɔɔ Adam kane, ansa na Hawa redi hɔ.

14 Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no, na ɔbaa no na wɔdaadaa no a ɔkɔtoo mmara;

15 nanso sɛ ɔtena gyidie ne ɔdɔ ne ahoteɛ ne adwenemuteɛ mu a, wɔbɛgye no nkwa n’abawoɔ mu.

Categories
1 Timoteo

1 Timoteo 3

Esu a ɛfata Kristofoɔ akannifoɔ

1 Ɛyɛ nokwasɛm sɛ, sɛ obi pɛ ɔhwɛfoɔ adwuma a, na wapɛ adwuma pa.

2 Nso deɛ ɛsɛ ɔhwɛfoɔ ne sɛ wɔnnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyerɛ baako kunu, n’ani so da hɔ, n’adwene mu te, ɔyɛ ne ho wesee, ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔnim nkyerɛkyerɛ,

3 ɔnyɛ ɔsadweam, ɔnyɛ pupopupo, na mmom ɔdwo, ɔnyɛ ntɔkwapɛ, ɔnyɛ sikanibereɛ;

4 ɔdi ɔno ara ne fie so yie ma ne mma hyɛ n’ase animuduro nyinaa mu.

5 Na sɛ obi nhunu ne fie so hwɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhwɛ Nyankopɔn asafo soɔ?

6 Ɔnyɛ abɛɛfo, na wanhoran anhwe ɔbonsam atemmuo mu.

7 Nanso ɛsɛ sɛ wɔn a wɔtete ho no bɔ no din pa, na wanhwe ahohora ne ɔbonsam afidie mu.

Esu a ɛfata asomfoɔ ne wɔn yerenom

8 Asafo mu asomfoɔ nso, ɛsɛ sɛ wɔn anim yɛ duro, wɔnyɛ ano nta, wɔnyɛ asadweam, wɔnyɛ adufudepɛfoɔ;

9 wɔde gyidie ahuntasɛm no sie ahonim a emu teɛ mu.

10 Ma wɔnsɔ yeinom nhwɛ kane, na sɛ asɛm bi nni wɔn ho ansa a, wɔama wɔasom.

11 Mmaa no nso anim nyɛ duru saa ara, wɔnnyɛ nsekubɔfoɔ, wɔn ani so nna hɔ, wɔnni ade nyinaa mu nokorɛ.

12 Asafo mu asomfoɔ nyɛ ɛyerenom mmaako mmaako kununom, nni wɔn mma ne wɔn ara fie so yie.

13 Na wɔn a wɔsom yie no, nya nnyinasoɔ pa ne nnam bebree, gyidie a ɛwɔ Kristo Yesu mu mu.

Nyankopɔn asafo

14 M’ani da so sɛ mɛba wo nkyɛn ntɛm pa deɛ, nanso meretwerɛ yeinom mabrɛ wo ansa,

15 na sɛ ebia mekyɛre a, woahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wobu wo bra Nyankopɔn fie a ɛyɛ Nyankopɔn teasefoɔ no asafo, nokorɛ dum ne nnyinasoɔ no mu.

16 Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no:

Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu,

wɔbuu no bem honhom mu,

ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ,

wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu,

wɔgyee no dii wiase,

wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.

Categories
1 Timoteo

1 Timoteo 4

Akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ

1 Na honhom no ka no pefee sɛ nna a ɛdi akyire no mu, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afiri gyidie no ho,

2 atorofoɔ nkontompo nti. Wɔn na wɔn ahonim awuo.

3 Wɔsi awadeɛ ho kwan ka sɛ, wɔntua wɔn ho nnuane a Onyankopɔn bɔɔ sɛ agyidifoɔ ne wɔn a wɔahunu nokorɛ mfa aseda nni bie no.

4 Na Nyankopɔn abɔdeɛ nyinaa yɛ, na sɛ yɛde aseda gye a, ɛnneɛ ɛnsɛ sɛ yɛkyiri biribiara;

5 ɛfiri sɛ wɔde Nyankopɔn asɛm ne mpaebɔ na ɛte ho.

6 Sɛ wode yeinom kyerɛ anuanom a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a wɔde gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa a wodii akyire no nsɛm ayɛne no.

Abrabɔ pa ho afotuo

7 Na mmerewa anansesɛm ahuhuo no deɛ, gu, na bɔ onyamesom pa ho mmɔden;

8 na honam mu mmɔdemmɔ ho mfasoɔ sua, na onyamesom pa ho wɔ mfasoɔ, ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne deɛ ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.

9 Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa.

10 Yei nti na yɛyɛ adwuma brɛ na yɛpere, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ani ato Onyankopɔn teasefoɔ a ɔyɛ nnipa nyinaa, ne titire no agyidifoɔ, Agyenkwa no so.

11 Yeinom na tu ho fo dendeenden na kyerɛkyerɛ!

Ɔbra pa ne mmɔdemmɔ

12 Mma obi mmmu wo aberanteɛ a woyɛ no animtiaa, na mmom yɛ agyidifoɔ nhwɛsoɔ ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidie mu, ahoteɛ mu.

13 Bata akenkan, afotuo ne nkyerɛkyerɛ ho kɔsi sɛ mɛba.

14 Mma wo mu adom akyɛdeɛ a wɔnam nkɔmhyɛ ne mpanimfoɔ nsa a wɔde guu wo soɔ no so de maa woɔ no nnna hɔ kwa.

15 Yeinom ho na bɔ mmɔden, yeinom mu na keka wo ho, na wo nkɔsoɔ ada adi ade nyinaa mu.

16 Ma w’ani mmra wo ho ne nkyerɛkyerɛ no so na tena mu, ɛfiri sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne w’atiefoɔ nkwa.

Categories
1 Timoteo

1 Timoteo 5

Agyidifoɔ ho asodie

1 Mpoopoo w’ani nkyerɛ ɔpanin, na mmom tu no fo sɛ agya, mmeranteɛ sɛ anuanom,

2 mmaa mpanimfoɔ sɛ ɛnanom, mmabaa sɛ nua mmaanom wɔ ahoteɛ nyinaa mu.

3 Di mmaa akunafoɔ a wɔyɛ akunafoɔ ampa no ni.

4 Na sɛ okunafoɔ bi wɔ mma anaa mmanana a, wɔnsua onyamesom pa wɔn fie mu kane, ntua wɔn awofoɔ ka; ɛfiri sɛ yei na ɛyɛ na ɛsɔ Nyankopɔn ani.

5 Na deɛ ɔyɛ okunafoɔ ampa, na aka ne nko no, ɔde n’ani to Nyankopɔn so, na ɔkura nkotosrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia.

6 Na deɛ ɔbɔ ahohwie no deɛ, ɔyɛ teaseawuo.

7 Yeinom ho na hyɛ wɔn, na wɔannya wɔn ho asɛm bi anka.

8 Na sɛ obi nhwɛ ɔno ara ne nnipa, ne titire no ne fiefoɔ a, wapa gyidie, na ɔyɛ onipa bɔne sene deɛ ɔnnye nnie.

9 Wɔmmfa okunafoɔ a ɔnnya nnii mfirinhyia aduosia nhyɛ mu, na mmom wɔmfa deɛ waware kunu baako,

10 deɛ wɔdi no ne ne nnwuma pa ho adanseɛ: Sɛ wayɛne mma, sɛ wayɛ ahɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotefoɔ nan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho ahia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi.

11 Na akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ deɛ, mfa wɔn; na sɛ Kristo ho fono wɔn a, na wɔpɛ sɛ wɔwareɛ,

12 na wɔnya afobuo sɛ wɔapa kane gyidie no.

13 Na emu ara nso na wɔyɛ aniha sua afie mu kyinkyini, na ɛnyɛ aniha nko na wɔyɛ, na wɔyɛ anokurokuro ne terɛterɛ nso keka nsɛm a ɛnsɛ.

14 Enti mepɛ sɛ akunafoɔ a wɔnnyiniiɛ no ware wo mma di efie soɔ, na wɔamma ɔtamfoɔ ho kwan sɛ ɔnni atɛm;

15 ɛfiri sɛ ebinom amane akɔdi Satan akyiri dada.

16 Sɛ ɔbaa gyidinibi wɔ akunafoɔ a, ɔnhwɛ wɔn, na ɔmmma no nnyɛ asafo no adesoa, na asafo no ahwɛ wɔn a wɔyɛ akunafoɔ ampa no.

17 Mpanimfoɔ a wɔhwɛ asafo no so yie no, wɔmfa anidie mmɔho nni wɔn, ne titire no, wɔn a wɔyɛ asɛnka ne nkyerɛkyerɛ ho adwuma.

18 Na atwerɛ no se: Nantwie a ɔpore ayuo no, ma no nni bi, ne: Odwumayɛni akatua sɛ no.

19 Ntie asafo mu panin ho kwaadubɔ, gye adansefoɔ baanu anaa baasa anomu.

20 Wɔn a wɔyɛ bɔne no, yi wɔn atɛn wɔn nyinaa anim, na wɔn a aka no nso asuro.

Adesrɛ ne afotuo

21 Mehyɛ wo Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu ne abɔfoɔ a wɔayi wɔn no anim, sɛ hwɛ yeinom yie, na woampere ho ammu atɛn, nso woanyɛ biribiara nyiyimu so.

22 Mfa wo nsa ngu obi so ntɛm, nanso mfa wo ho mfra ebinom bɔne mu. Sie wo ho kronn.

23 Nnom nsuo nko bio, na wo yafunu ne wo mmerɛ a wotaa yɛ no nti, nom bobesa kakraa bi!

24 Nnipa binom bɔne da adi pefee de wɔn kɔ atemmuo mu, na ebinom deɛ nso di wɔn akyi.

25 Saa ara na nnwuma pa nso da adi pefee, na sɛ anyɛ saa mpo a, ɛnhunta.

Categories
1 Timoteo

1 Timoteo 6

1 Nkoa dodoɔ a wɔwɔ kɔnnua aseɛ no mmu wɔn wuranom sɛ anidie nyinaa sɛ wɔn, na Nyankopɔn din ne nkyerɛkyerɛ no ho anhura.

2 Na mma wɔn a wɔwɔ awuranom gyidifoɔ mmmu wɔn animtia sɛ wɔyɛ anuanom, na mmom wɔnsom wɔn yie, ɛfiri sɛ wɔn a wɔsom wɔn no yɛ agyidifoɔ ne adɔfoɔ. Yeinom na kyerɛkyerɛ, na tu ho foɔ.

Nkontompo nkyerɛkyerɛ

3 Sɛ obi kyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ na wampene yɛn Awurade Yesu Kristo nsɛm a ɛyɛ no ne nkyerɛkyerɛ a ɛde kɔ onyamesom pa mu a,

4 wahoran, na ɔnnim hwee, na mmom ɔyare akyinnyegyeɛ ne anoko a deɛ ɛfiri mu ba ne nitan, kunsunkunsum, nsekuro, nnipa ho adwemmɔne,

5 mansotwe a ɛsɛ nnipa a wɔn adwene mu asɛeɛ, na nokorɛ abɔ wɔn a wɔsusu sɛ onyamesom pa yɛ adepɛdeɛ.

Adufudepɛ

6 Na onyamesom pa a abodwoɔ wɔ mu yɛ adenya kɛse.

7 Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yɛntumi mfa hwee mfiri mu nkɔ.

8 Na sɛ yɛwɔ nnuane ne deɛ yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔso mma yɛn.

9 Na wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afidie ne nkwasea akɔnnɔ a ɛnyɛ mma nnipa na ɛtwe wɔn kɔgu ɔsɛeɛ ne ɔyera mu mu.

10 Na bɔne nyinaa nhini ne sikapɛ mmorosoɔ a ebinom dii akyire yeraa kwan na wɔde yea pii wowɔɔ wɔn ho.

Adesrɛ bi

11 Na wo, Nyankopɔn nipa, deɛ, dwane yeinom, na di tenenee, onyamesom pa, gyidie, ɔdɔ, boasetɔ ne ɔdwoɔ akyiri.

12 Ko gyidie ko pa no, sɔ daa nkwa a wɔbɔɔ din frɛɛ woɔ na wopaee mu kaa no yie adansefoɔ pii anim no mu.

13 Metu wo fo Onyankopɔn a ɔma nnoɔma nyinaa nkwa ne Kristo Yesu a ɔpaee mu kaa no yie, dii ho adanseɛ Pontio Pilato anim no

14 sɛ, hwɛ ahyɛdeɛ no so, mma dɛm anaasɛ asɛm bi mmma ho kɔsi yɛn Awurade Yesu Kristo ahoyie so.

15 Ɛno na deɛ ɔbɛkyerɛ ɛberɛ a ɛsɛ mu ne ahotɔ tumfoɔ koro no, ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade,

16 deɛ ɔno nko wɔ daa nkwa a owuo nni mu, te hann a obi nnya ho kwan mu, deɛ nnipa mu biara nhunuu no da, na obiara ntumi nhunu no no, ɔno na anidie ne daa tumi wɔ no. Amen.

Ɔtu adefoɔ fo

17 Adefoɔ a wɔwɔ wiase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wɔnnnwene akokurokosɛm, anaasɛ wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyadeɛ a ɛnni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Onyankopɔn a ɔma yɛn nnoɔma nyinaa ma no dɔɔso sɛ yɛnnie no so,

18 sɛ wɔnyɛ yie, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ adeɛ fɛ so na wɔn nsam ngo,

19 na wɔmfa nhyehyɛ fapem pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔasɔ nokorɛ nkwa no mu.

Awieeɛ ne nhyira

20 O Timoteo, hwɛ deɛ wɔde ahyɛ wo nsa no so; dane wo ho firi nsɛnhuhuo a ɛho nteɛ ne nimdeɛ a wɔboa frɛ no saa no akyinnyesɛm no ho.

21 Ɛno na ebinom yi kyerɛeɛ, pae firii gyidie no ho.

Adom nka mo.