Categories
1 Tesalonikafoɔ

1 Tesalonikafoɔ 1

Nkyea

1 Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafoɔ asafo a ɛwɔ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu. Adom ne asomdwoeɛ nka mo.

Tesalonikafoɔ abrabɔ ne wɔn gyidie

2 Da biara, yɛda Onyankopɔn ase ma mo nyinaa, na yɛbɔ mo din wɔ yɛn mpaebɔ mu,

3 na daa yɛkae mo gyidie adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidasoɔ mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim.

4 Nanso, anuanom a Onyankopɔn dɔ mo, yɛnim mo yie a wɔayi mo,

5 ɛfiri sɛ yɛn asɛmpa no amma mo nkyɛn sɛ kasa ara kwa, na mmom ɛbaa ahoɔden ne Honhom Kronkron ne nteaseɛ bebree mu nso, sɛdeɛ monim sɛ mo nti yɛbɔɔ yɛn bra faeɛ wɔ mo mu no.

6 Na mo nso moayɛ yɛn ne Awurade suafoɔ de Honhom Kronkron mu anigyeɛ agye asɛm no ahohia pii mu,

7 na ama moayɛ nhwɛsoɔ ama agyidifoɔ a wɔwɔ Makedonia ne Akaia nyinaa.

8 Ɛfiri sɛ, ɛfiri mo mu na Awurade asɛm no hyetaeɛ, ɛnyɛ Makedonia ne Akaia nko, na mmom mo gyeɛ a mogye Onyankopɔn die no atrɛ aduru mmaa nyinaa, enti ɛmma no nhia yɛn sɛ yɛka ho asɛm biara.

9 Na nnipa a wɔwɔ mantam hɔ no ara ka gye a mogyee yɛn too mu, ne sɛdeɛ modane firii ahoni ho aba Nyankopɔn nkyɛn, sɛ mobɛsom Onyankopɔn teasefoɔ nokwafoɔ,

10 na motwɛn ne Ba a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no afiri soro, ɔno ne Yesu a ɔyi yɛn firi abufuo a ɛreba no mu.

Categories
1 Tesalonikafoɔ

1 Tesalonikafoɔ 2

Asomafoɔ no asɛnka wɔ Tesalonika

1 Na anuanom, mo ara monim sɛ yɛn kwan a yɛnya baa mo nkyɛn no anyɛ kwa.

2 Na ɛwom sɛ yɛadi kan ahunu amane, na wɔabɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛdeɛ monim no deɛ, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Nyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo, ɔko bebree mu.

3 Na yɛn afotusɛm no mfiri nnaadaa anaa adwemmɔne mu, nanso ɛnnam nsisie mu,

4 na sɛdeɛ Onyankopɔn abu no sɛ yɛfata sɛ ɔde asɛmpa no hyɛ yɛn nsa no, saa ara nso na yɛkasa, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn akoma hwɛ no ani.

5 Na sɛdeɛ monim no, Onyankopɔn ne yɛn danseni, yɛnkaa adɛfɛdɛfɛsɛm da, nso yɛmfaa asɛm biara nyɛɛ anibereɛ nkatasoɔ,

6 anaasɛ yɛnhwehwɛɛ nnipa anim animuonyam mfirii mo anaa afoforɔ nkyɛn,

7 ɛwom sɛ anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛyɛ yɛn ho akɛseɛ sɛ Kristo asomafoɔ; nanso yɛbrɛɛ yɛn ho ase wɔ mo mu, sɛdeɛ ɔbagyegyefoɔ bi yɛne ɔno ara ne mma.

8 Na ɛsiane sɛ yɛpɛ mo asɛm yie saa nti, yɛpɛɛ sɛ anka ɛnyɛ Nyankopɔn asɛmpa no nko na yɛne mo bɛkyɛ, na yɛn ara yɛn kra nso bi, ɛfiri sɛ moayɛ yɛn adɔfo.

9 Na anuanom, mokae yɛn mmɔdemmɔ adwuma ne ɔbrɛ, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara, na yɛde kaa Nyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo.

10 Mo ne Onyankopɔn ne adansefoɔ sɛdeɛ yɛyɛɛ yɛn ho kronkron ne tenenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo agyidifoɔ.

11 Afei nso monim, sɛdeɛ yɛtuu mo nyinaa fo mmaako mmaako, sɛdeɛ agya bi yɛ ne mma, na yɛhyɛɛ mo den, na yɛdii mo adanseɛ

12 sɛ monnante sɛdeɛ ɛsɛ Onyankopɔn a wafrɛ mo akɔ n’ahennie ne n’animuonyam mu no.

Tesalonikafoɔ boasetɔ wɔ ɔtaa mu

13 Yei nti nso yɛda Onyankopɔn ase daa, ɛfiri sɛ monyaa Nyankopɔn asɛm no firii yɛn nkyɛn no, mogyee, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Nyankopɔn asɛm, sɛdeɛ ɛteɛ ampa, ɛno nso na ɛyɛ mo a mogye die no mu adwuma kɛse.

14 Na mo, anuanom, moayɛ sɛ Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Yudea no, Kristo Yesu mu, ɛfiri sɛ mo nso mohunuu mo ara mo manfoɔ nsa mu amane saa ara, sɛdeɛ wɔn nso wɔhunuu no Yudafoɔ mu no.

15 Wɔn na wɔkumm Awurade Yesu ne adiyifoɔ no, na wɔtaa yɛn pamm yɛn, nso wɔnsɔ Nyankopɔn ani, na wɔne nnipa nyinaa di asie.

16 Wɔbara yɛn sɛ yɛnnkasa nnkyerɛ amanaman no, na wɔannye wɔn nkwa, wɔde hyɛ wɔn bɔne ma daa, nso abufuo no anya aba wɔn so awie.

Paulo dɔ

17 Na yɛn deɛ, anuanom, wɔyii yɛn firii mo nkyɛn berɛ kakraa bi wɔ honam mu na ɛnyɛ akoma mu no, yɛbɔɔ mmɔden bebree anigyina pii mu sɛ yɛbɛhunu mo anim.

18 Enti anka yɛpɛɛ sɛ yɛba mo nkyɛn, me Paulo titire, ne prɛko ne mprenu so, nanso Satan sii yɛn kwan.

19 Na hwan ne yɛn anidasoɔ anaa anigyeɛ anaa ahohoahoa abotire yɛn Awurade Yesu Kristo anim wɔ ne ba mu, mo nso monni mu bi anaa?

20 Aane, mone yɛn animuonyam ne yɛn anigyeɛ.

Categories
1 Tesalonikafoɔ

1 Tesalonikafoɔ 3

Wɔsoma Timoteo kɔ Tesalonika

1 Enti yɛsɔ mu a na ɛnsɔ bio no, yɛpenee sɛ wɔnnya yɛn hɔ wɔ Atene.

2 Na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛn nua ne yɛn yɔnko dwumayɛni ma Onyankopɔn wɔ Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ɔntu mo fo mo gyidie ho,

3 na amanehunu yi anha obiara, ɛfiri sɛ mo ara monim sɛ deɛ ɛtwa sɛ yɛhunu ara ne no.

4 Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛka kyerɛɛ mo ansa sɛ yɛbɛhunu amane, sɛdeɛ ɛbaeɛ na monim no.

5 Yei nti me nso, mesɔ mu a na ɛnsɔ bio no, mesomae, na mahunu mo gyidie mu, na amma sɛ ebia ɔsɔhwɛfoɔ no asɔ mo ahwɛ, ama yɛn mmɔdemmɔ adwuma no ayɛ ɔkwa.

Timoteo amanneɛbɔ

6 Na afei Timoteo firii mo nkyɛn baa yɛn nkyɛn bɛkaa mo gyidie ne ɔdɔ ho asɛmpa, ne sɛ mokae yɛn yie daa, na mopɛ sɛ mohu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhu mo kyerɛɛ yɛn no,

7 yei nti, anuanom, mo gyidie ama yɛn werɛ akyekye wɔ mo ho, yɛn amanehunu ne ahohia nyinaa mu,

8 ɛfiri sɛ, sɛ mogyina Awurade mu pintinn a, na yɛanya nkwa.

Paulo da Onyankopɔn ase

9 Na aseda bɛn na yɛbɛtumi ada Onyankopɔn wɔ mo ho, anigyeɛ nyinaa a mo nti yɛn ani agye yɛn Nyankopɔn anim no ho?

10 Awia ne anadwo yɛsrɛ pii sɛ yɛbɛhunu mo anim, na yɛama mo gyidie awie mayɛ.

Ɔsomafoɔ no srɛɛ adeɛ maa n’akenkanfoɔ no

11 Na ɔno ara ankasa, yɛn Nyankopɔn ne Agya no, ne yɛn Awurade Yesu nnane yɛn kwan mmra mo nkyɛn.

12 Na mo deɛ, Awurade mma monnɔɔso na mommoro so ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho ne nnipa nyinaa no mu, sɛdeɛ yɛn nso yɛdɔ mo no,

13 na wahyɛ mo akoma den a mo ho nni asɛm, kronkronyɛ mu, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim, yɛn Awurade Yesu ne n’ahotefoɔ nyinaa ba mu.

Categories
1 Tesalonikafoɔ

1 Tesalonikafoɔ 4

Abrabɔ a ɛsɔ Nyankopɔn ani

1 Deɛ ɛdi akyire no, anuanom, yɛsrɛ mo na yɛtu mo fo Awurade Yesu mu sɛ, deɛ moanya no yɛn nkyɛn, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Nyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma no mmoro soɔ.

2 Na monim ahyɛdeɛ a yɛnam Awurade Yesu so de maa mo no.

3 Na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ, sɛ mo ho bɛteɛ. Monyi mo ho mfiri adwamammɔ mu,

4 sɛ mo mu biara nhunu sɛdeɛ ɔbɛnya ɔno ara ne yere ahoteɛ ne anidie mu,

5 ɛnyɛ akɔnnɔ anibereɛ mu sɛ amanaman mufoɔ a wɔnnim Onyankopɔn no;

6 sɛ obiara nntra nnkɔsisi ne nua asɛm bi mu, ɛfiri sɛ Awurade ne yeinom nyinaa mu weretɔfoɔ, sɛdeɛ yɛka kyerɛɛ mo kane, na yɛdii mo adanseɛ no.

7 Na Onyankopɔn amfrɛ yɛn ankɔ efi mu, na mmom ahoteɛ mu.

8 Enti deɛ ɔte atua no nte onipa bi so atua, na mmom Onyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ahyɛ mo mu no.

9 Na onuadɔ ho deɛ, ɛnhia mo sɛ wɔtwerɛ brɛ mo, ɛfiri sɛ mo ara na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ mo sɛ monnodɔ mo ho;

10 na moyɛ saa nso anuanom a wɔwɔ Makedonia nyinaa ho. Nanso, anuanom, yɛtu mo fo sɛ monkɔ so nyɛ mmoro so,

11 na mommɔ mmɔden nyɛ komm, na monyɛ mo ara mo adeɛ, na momfa mo ara mo nsa nyɛ adwuma, sɛdeɛ yɛhyɛɛ mo no,

12 na moanante sɛdeɛ ɛfata, wɔn a wɔwɔ akyire no anim, na biribiara anhia mo.

Awurade ba

13 Na, anuanom, wɔn a wɔadeda no ho deɛ, yɛmpɛ sɛ yɛsi mo soɔ, na mo werɛ anho sɛ wɔn a aka a wɔnni anidasoɔ no.

14 Na sɛ yɛgye di sɛ Yesu wui na wasɔre bio a, saa ara nso na Onyankopɔn de wɔn a wɔadeda no nam Yesu so bɛka ne ho aba.

15 Na yei deɛ, yɛnam Awurade asɛm mu na yɛka kyerɛ mo sɛ, yɛn a yɛtete aseɛ na yɛretena ase akɔsi Awurade ba mu no rensiane wɔn a wɔadeda no ho,

16 ɛfiri sɛ Awurade no ara de osebɔ, ɔbɔfoɔ panin nne Nyankopɔn totorobɛnto firi soro bɛsiane, na Kristo mu awufoɔ bɛsɔre kane,

17 ansa na wɔaba abɛfa yɛn a yɛtete aseɛ na yɛaka yi ne wɔn nyinaa amununkum mu sɛ yɛnkɔhyia Awurade ewiem, na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.

18 Enti momfa nsɛm yi nkyekyere mo ho werɛ.

Categories
1 Tesalonikafoɔ

1 Tesalonikafoɔ 5

Obiara nnim da ko a Awurade bɛsane aba

1 Na nna no ne mmerɛ no deɛ, anuanom, ɛnhia mo sɛ wɔtwerɛ brɛ mo.

2 Ɛfiri sɛ mo ara monim yie, sɛ Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ ba anadwo.

3 Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.

4 Na mo deɛ, anuanom, monni esum mu, na ɛda no abɛto mo sɛ owifoɔ.

5 Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyeeɛ mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea.

6 Enti mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.

7 Ɛfiri sɛ wɔn a wɔda da anadwo, na wɔn a wɔborɔ boro anadwo,

8 na yɛn a yɛyɛ adekyeeɛ dea yi, momma yɛn ani nna hɔ, na yɛnhyɛ gyidie ne ɔdɔ nkataboɔ ne nkwagyeɛ anidasoɔ sɛ dadeɛ kyɛ.

9 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn anyi yɛn amma abufuo, na mmom ɔyii yɛn sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo nti yɛmmɛnya nkwagyeɛ.

10 Ɔno na ɔwu maa yɛn sɛ yɛnyane oo, yɛwu oo, yɛne no ntena nkwa mu.

11 Enti montutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛdeɛ moreyɛ no ara.

Afotuo ahodoɔ

12 Na yɛsrɛ mo, anuanom, sɛ monhunu wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma na wɔdi mo so mpanin Awurade mu, na wɔkasa kyerɛ mo,

13 na mommu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti. Montena asomdwoeɛ mu.

14 Afei yɛtu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekyere wɔn a wɔn akoma atuo werɛ, monsɔ wɔn a wɔyɛ mmerɛ mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.

15 Monhwɛ na obi amfa bɔne antua obi bɔne ka, na mmom monni deɛ ɛyɛ akyiri daa, mo ne nnipa nyinaa ho.

16 Momma mo ani nnye daa;

17 monnnyae mpaebɔ da!

18 Monna ase ade nyinaa mu, na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ Kristo Yesu mu wɔ mo ho.

19 Monnnum honhom no,

20 monnte adiyisɛm atua!

21 Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na monsɔ deɛ ɛyɛ no mu den.

22 Monyi mo ho mfiri bɔne su nyinaa ho.

23 Na ɔno asomdwoeɛ Nyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu.

24 Ɔnokwafoɔ ne deɛ wafrɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.

Nkradie

25 Anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn.

26 Momfa mfeano kronkron nkyeakyea anuanom nyinaa.

27 Mehyɛ mo Awurade mu sɛ, momma wɔnkenkan nwoma yi nkyerɛ anuanom nyinaa.

28 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.