Categories
1 Samuel

1 Samuel 11

Saulo di Amonfoɔ so nkonim

1 Na Amonni Nahas foro ba bɛkyeree Yabes-gilead so nsraban. Na Yabes mmarima nyinaa ka kyerɛɛ Nahas sɛ: Ɛne yɛn mpam na yɛnsom wo.

2 Na Amonni Nahas no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ansa na me ne mo bɛpam no, gye sɛ metutu mo ani nifa nyinaa na mede mayɛ ahohora mato Israel nyinaa so.

3 Na Yabes mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛn nnanson, na yɛnsomasoma abɔfoɔ nkɔ Israel ahyeɛ nyinaa so, na sɛ obi nni hɔ a ɔbɛgye yɛn a, yɛafiri adi aba wo nkyɛn.

4 Ɛnna abɔfoɔ no baa Gibea, faako a Saulo firi bɛkaa asɛm no ɔman no aso mu; na ɔman no nyinaa memaa wɔn nne so sui.

5 Na hwɛ, na Saulo di anantwie akyi firi afuo mu reba; na Saulo kaa sɛ: Ɛdeɛn na ayɛ ɔman yi na wɔresu yi? Na wɔkaa Yabesfoɔ nsɛm no kyerɛɛ no.

6 Na Saulo tee nsɛm yi no, AWURADE honhom sii ne so, na ne bo fuu kɛse.

7 Na ɔfaa anantwie mpamho twitwaa wɔn asinasini de hyehyɛɛ abɔfoɔ no nsa soma maa wɔkɔɔ Israel asase nyinaa so kɔkaa sɛ: Obiara a wamfiri adi ammɛdi Saulo ne Samuel akyire no, sɛ wɔbɛyɛ n’anantwie nie. Ɛnna AWURADE ho hu tɔɔ ɔman no soɔ, na wɔfiri baa sɛ onipa baako.

8 Na ɔkan wɔn Besek, na Israelfoɔ no ano si mpem ahasa, na Yuda mmarima si mpem aduasa.

9 Na wɔka kyerɛɛ abɔfoɔ a wɔbaeɛ no sɛ: Sei na monkɔka nkyerɛ Yabes-gileadfoɔ no nie: Ɔkyena a owia mu reyɛ den no, mobɛnya ɔgyeɛ. Na abɔfoɔ no ba bɛka kyerɛɛ Yabesfoɔ no, wɔn ani gyee.

10 Na Yabesfoɔ no kaa sɛ: Ɔkyena yɛbɛfiri adi aba mo nkyɛn, na moayɛ yɛn sɛdeɛ ɛyɛ mo ani soɔ nyinaa.

11 Na adeɛ kyeeɛ no, Saulo buu ɔman no mu asafokuo mmiɛnsa na wɔkɔɔ nsraban no mu anɔpa dasuo mu, na wɔkunkumm Amon kɔduruu awia ketee. Na wɔn a ɛkaeɛ no bɔ petee a anka wɔn mu baanu mpo wɔ faako.

12 Ɛnna ɔman no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwan na ɔkaa sɛ: Saulo na ɔrebɛdi yɛn so hene yi, no? Fa nnipa no bra ma yɛnku wɔn.

13 Na Saulo kaa sɛ: Wɔnnkum obiara nnɛ da yi, ɛfiri sɛ ɛnnɛ AWURADE ayɛ nkwagyedeɛ Israel mu.

14 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Gilgal, na yɛnkɔyɛ ahennie no foforɔ wɔ hɔ.

15 Na ɔman no nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔkɔsii Saulo hene AWURADE anim wɔ Gilgal; na wɔbobɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim wɔ hɔ. Na Saulo ne Israel mmarima nyinaa ani gyee hɔ sɛ biribi.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 12

Samuel bɔ ɔman no soboɔ

1 Na Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Hwɛ, matie mo, sɛdeɛ moka kyerɛɛ me no nyinaa, na masi mo so hene.

2 Na afei, hwɛ, ɔhene no na ɔdi mo anim yi. Na me deɛ, mabɔ akora na mafu dwono, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me deɛ, mefiri me mmɔfraase na manante mo anim mabɛduru nnɛ da yi.

3 Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo.

4 Na wɔse: Wonnii yɛn amim, na wonhyɛɛ yɛn so, na wonnyee obiara hɔ biribiara.

5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE ne mo danseni, na deɛ wasra no yi ne ɔdanseni nnɛ, sɛ moanhunu biribiara me nsam. Na wɔkaa sɛ: Ɔne danseni.

6 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Ɛyɛ AWURADE a ɔyii Mose ne Aaron na ɔde mo agyanom firii Misraim asase so bae no.

7 Na afei mommɛgyina ha, na memmɔ mo soboɔ AWURADE anim, AWURADE teneneedeɛ a wayɛ ama mo ne mo agyanom nyinaa ho:

8 Ɛberɛ a Yakob kɔɔ Misraim na Misraimfoɔ hyɛɛ wɔn soɔ no,mo agyanom su frɛɛ AWURADE, na AWURADE somaa Mose ne Aaron na wɔyii mo agyanom firii Misraim maa wɔbɛtenaa ha yi.

9 Nanso wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Hasor sahene Sisera nsa ne Filistifoɔ nsa ne Moabhene nsa, na wɔne wɔn bɛkoe.

10 Na wɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛagya AWURADE hɔ akɔsom Baalim ne Astarot, na afei yi yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam, na yɛbɛsom wo.

11 Na AWURADE somaa Yerubaal, Bedan, Yefta ne Samuel, na ɔyii mo firi mo atamfoɔ nsam hyia maa motenaa ase dwoodwoo.

12 Na mohunuu sɛ Amonfoɔ hene Nahas reba mo soɔ no, moka kyerɛɛ me sɛ: Dabi, na ɔhene mmɛdi yɛn so, berɛ a na AWURADE mo Nyankopɔn ne mo hene.

13 Na afei, hwɛ, ɔhene a moyiiɛ a mosrɛɛ no no nie, na hwɛ, AWURADE asi mo so hene.

14 Sɛ mosuro AWURADE na mosom no na motie no, na moante AWURADE anomu asɛm so atua na mo ne ɔhene a ɔdi mo soɔ no nyinaa redi AWURADE mo Nyankopɔn akyi a, anka ɛyɛ.

15 Na sɛ moantie AWURADE na mote AWURADE anomu asɛm so atua a, ɛnneɛ AWURADE nsa bɛda mo so sɛdeɛ ɛdaa mo agyanom soɔ no.

16 Afei nso mommɛgyina ha nhwɛ adeɛ kɛseɛ a AWURADE rebɛyɛ mo anim yi.

17 Ɛnyɛ ayuotwa berɛ ne nnɛ? Mɛfrɛ AWURADE na wama aprannaa ne osuo aba, na moahwɛ ahunu sɛ mo bɔne a moayɛ AWURADE anim ne sɛ moabisa ɔhene afa no so.

18 Ɛnna Samuel frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa aprannaa ne osuo baa da no. Na ɔman no nyinaa suroo AWURADE ne Samuel sɛ.

19 Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma wo nkoa, na yɛanwu, ɛfiri sɛ yɛde bɔne yi aka yɛn bɔne nyinaa ho, sɛ yɛabisa ɔhene afa.

20 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro; moayɛ bɔne yi nyinaa deɛ, nanso AWURADE akyi na monnsane mmfire, na momfa mo akoma nyinaa nsom AWURADE.

21 Na mommmane nnkɔdi ade hunu a mfasoɔ ne ɛgyeɛ nni ho no akyi, na ɛyɛ ade hunu.

22 Na AWURADE din kɛseɛ no nti ɔrempa ne man, na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man;

23 me nso, ɛmpare me sɛ mɛgyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo kwan pa a ɛtene no.

24 Suro nko na monsuro AWURADE, na momfa mo akoma nyinaa nsom no nokorɛ mu. Na monhwɛ adeɛ kɛseɛ a wayɛ ama mo no.

25 Na sɛ bɔne ara na mobɛyɛ a, ɛnneɛ wɔbɛsesa mo ne mo hene nyinaa akɔ.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 13

Filistifoɔ so satuo

1 Saulo bɛdii hene na wadi bɛboro mfirinhyia aduasa.Na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu no,

2 ɔyii Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saulo nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔ so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea-benyamin; na ɔman a aka no, ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu.

3 Na Yonatan kaa Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ Geba no gui; na Filistifoɔ teeɛ. Ɛnna Saulo hyɛnee totorobɛnto asase no nyinaa soɔ sɛ: Momma Hebrifoɔ nte!

4 Na Israel nyinaa tee sɛ Saulo aka Filistifoɔ bansifoɔ no agu, ɛne sɛdeɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifoɔ ahi. Na wɔhyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saulo nkyɛn wɔ Gilgal.

5 Na Filistifoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam mpem aduasa ne apɔnkɔfoɔ mpemnsia ne dɔm a ne dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo ba bɛkyeree nsraban Mikmas, Bet-awen apueeɛ.

6 Na Israel mmarima no hunuu sɛ ɛredene wɔn, (ɛfiri sɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometeɛ), na ɔman no huntahuntaa abodan ne amena ne abotan ne aboda ne mmura mu.

7 Na Hebrifoɔ no bi twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Na Saulo da so wɔ Gilgal, na ɔman no nyinaa de ahopopoɔ dii n’akyi.

Saulo afɔrebɔ a ɛmfata

8 Na ɔtwɛnee nnanson a ɛyɛ berɛ a Samuel hyɛeɛ no; nanso Samuel amma Gilgal, na ɔman no firii ne ho hwetee.

9 Ɛnna Saulo kaa sɛ: Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmrɛ me. Na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.

10 Na hwɛ, ɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, na Samuel baeɛ; na Saulo firii adi sɛ ɔrekɔhyia no akyea no.

11 Ɛnna Samuel kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Na Saulo se: Mehunuu sɛ ɔman no refiri me ho ahwete, na wo nso woamma berɛ a wohyɛeɛ no, na Filistifoɔ aboa wɔn ano Mikmas,

12 ɛnna mese: Afei Filistifoɔ bɛsiane aba me so Gilgal, nso mennya menyii AWURADE mpaeɛ, enti na mehyɛɛ me ho mebɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.

13 Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Woadi nkwaseasɛm, woanni AWURADE wo Nyankopɔn mmara asɛm a ɔhyɛɛ woɔ no so. Na anka afei na AWURADE rebɛma w’ahennie atim Israel so daa:

14 Na afei w’ahennie rennyina. AWURADE bɛhwehwɛ n’akoma so barima afa, na AWURADE asi ne man so hene, ɛfiri sɛ woanni deɛ AWURADE hyɛɛ woɔ no so.

15 Na Samuel sɔre firii Gilgal kɔɔ Gibea-benyamin. Na Saulo kan ɛdɔm a wɔne no wɔ hɔ no, mmarima bɛyɛ ahansia.

16 Na Saulo ne ne ba Yonatan ne ɛdɔm a wɔne wɔn wɔ hɔ no tenaa Gibea-benyamin, nso na Filistifoɔ akyere nsraban wɔ Mikmas.

17 Na afomfafoɔ akuo mmiɛnsa firi Filistifoɔ nsram bae: Asafokuo baako te faa Ofra kwan so kɔɔ Sual asase so;

18 na asafokuo baako te faa Bet-horon kwan so, na asafokuo baako nso te faa ɛhyeɛ a ɛkyerɛ Seboim bonhwa no kwan so kɔɔ ɛserɛ so fam.

19 Nanso na ɔtomfoɔ biara nni Israel asase no so baabiara, ɛfiri sɛ Filistifoɔ kaa sɛ: Anyɛ saa a, Hebrifoɔ bɛbɔ nkrantɛ ne mpea.

20 Na na Israel nyinaa siane kɔ Filistifoɔ nkyɛn kɔse wɔn funtum nnadeɛ ne wɔn nsɔ ne wɔn nkuma ne wɔn kantankrankyi;

21 na wɔgye funtum nnadeɛ ne nsɔsɔ no biara ho dwetɛbena abupɛn mmiɛnsa mu baako, na wɔse nkuma anaa wɔsiesie nnadeɛ a wɔde ka mmoa nso a, wɔgye dwetɛbena abupɛn mmiɛnsa mu baako mmɔho.

22 Na koda no, wɔanhunu nkrantɛ anaa pea ɛdɔm a wɔne Saulo ne Yonatan wɔ hɔ no mu biara nsam gye Saulo ne ne ba Yonatan nsam na wɔhunuu bie.

23 Na Filistifoɔ bansifoɔ no firii adi kɔɔ Mikmas tempɔn kwan so.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 14

Yonatan mmarimasɛm

1 Na da bi Saulo ba Yonatan ka kyerɛɛ n’abɔfra a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛnkɔ Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ nohoa no ho. Nanso wanka ankyerɛ n’agya.

2 Na Saulo te Gibea kurotia, atoaa dua a ɛwɔ Migron no ase, na ɛdɔm a na wɔne no wɔ hɔ no bɛyɛ mmarima ahansia.

3 Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfoɔ Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod nua Ahitub ba hyɛ asɔfotadeɛ no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ.

4 Na tempɔn kwan a Yonatan pɛ sɛ ɔfa so kɔ Filistifoɔ bansifoɔ no soɔ no, ɔbotan a ano yɛ nnam wɔ ɔfa ha na ɔbotan a ano yɛ nnam nso wɔ ɔfa ha; baako din de Boses na baako din de Sene;

5 baako ano kyerɛ atifi fam Mikmas ntentensoɔ, na baako ano kyerɛ anafoɔ fam Geba ntentensoɔ.

6 Na Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛntwam nkɔ momonotofoɔ bansifoɔ yi ho, ebia AWURADE bɛdi ama yɛn, na biribiara nsi AWURADE kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa bɛgye nkwa.

7 Na n’akodeɛkurani no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ deɛ ɛwɔ w’akomam nyinaa; dane wo ho, hwɛ, meka wo ho sɛdeɛ w’akoma pɛ.

8 Ɛnna Yonatan kaa sɛ: Hwɛ, yɛrebɛtwam akɔ nnipa no ho akɔyi yɛn ho akyerɛ wɔn,

9 na sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ: Monnyina hɔ na yɛmmra mo nkyɛn a, ɛnneɛ yɛbɛgyina yɛn gyinabea na yɛremforo nkɔ wɔn nkyɛn.

10 Na sɛ wɔka sɛ: Momforo mmra yɛn so a, ɛnneɛ yɛbɛforo akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE de wɔn ahyɛ yɛn nsa, na yei bɛyɛ yɛn nsɛnkyerɛnneɛ.

11 Na wɔn baanu no yiyii wɔn ho kyerɛɛ Filistifoɔ bansifoɔ no. Na Filistifoɔ no kaa sɛ: Hwɛ, Hebrifoɔ no refiri adi afiri ntokuro a wɔhuntahuntaa mu no mu.

12 Na nsraban no mufoɔ buaa Yonatan ne n’akodeɛkurani no sɛ: Momforo mmra yɛn nkyɛn na yɛnkyerɛ mo biribi. Na Yonatan ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani no sɛ: Foro di m’akyi, na AWURADE de wɔn ahyɛ Israel nsa.

13 Na Yonatan de ne nsa ne ne nan foroe, na n’akodeɛkurani no dii n’akyi, na wɔtotɔɔ Yonatan anim, na n’akodeɛkurani no kunkumm dii n’akyi.

14 Na nnipa a ɛdi kan a Yonatan ne n’akodeɛkurani kumm wɔn no bɛyɛ nnipa aduonu, wɔ mpasua a ɛbɛyɛ anantwie mpamho funtum kwan fa so.

15 Na ehu baa nsraban no mu, petee mu ne ɛdɔm no nyinaa mu; bansifoɔ no ne fomfafoɔ no nso ehu kaa wɔn, na asase no wosoe; na ɛyɛɛ ehu kɛse pa ara.

16 Na Saulo awɛmfoɔ a wɔwɔ Gibea-benyamin no hwɛe, na hwɛ, na nnipakuo no rehwete fa ha sene ha.

17 Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ ɛdɔm a wɔne no wɔ hɔ no sɛ: Monkan na monhunu deɛ wafiri yɛn mu korɔ. Na wɔkanee, na hwɛ, na Yonatan ne n’akodeɛkurani nni hɔ.

18 Na Saulo ka kyerɛɛ Ahiya sɛ: Kɔfa Nyankopɔn adaka no bra. Nso ɛda no na Nyankopɔn adaka no wɔ Israelfoɔ no nkyɛn.

19 Na Saulo ne ɔsɔfoɔ no rekasa no, Filistifoɔ nsram kitikitiyɛ no kɔɔ so dɔɔso ara. Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no sɛ: Twe wo nsa!

20 Na Saulo ne ɛdɔm a wɔka ne ho no nyinaa hyia boaa ano kɔɔ nsraban no mu, na hwɛ, na wɔn nyinaa de nkrantɛ reko tia wɔn ho, na ɛyɛ kitikiti kɛseɛ pa ara.

21 Nso Hebrifoɔ a na wɔka Filistifoɔ no ho kane a wɔne wɔn foro baa nsraban no mu firi asase a atwa ahyia no soɔ no, wɔn nso bɛkaa Israelfoɔ a wɔka Saulo ne Yonatan ho no ho.

22 Na Israelfoɔ a wɔkɔhuntahuntaa Efraim bepɔ soɔ no nyinaa tee sɛ Filistifoɔ adwane no, wɔn nso tu saa wɔn ne wɔn koeɛ.

23 Ɛno nti AWURADE gyee Israel da no; na wɔkoeɛ ara kɔtwaa mu Bet-awen.

Saulo ahyɛdeɛ bɔne

24 Na ɛdenee Israel mmarima da no; na Saulo kaa ɔman no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidie ansa na onwunu adwoɔ, na mentɔ m’atamfoɔ so were. Enti ɔman no mu, obiara amfa aduane anka n’ano.

25 Na ɔman no nyinaa duruu kwaeɛ bi mu no, na ɛwoɔ wɔ fam.

26 Na ɔman no duruu kwaeɛ no mu no, na hwɛ, ɛwoɔ resosɔ; nanso obiara amfa ne nsa ankɔ n’ano, ɛfiri sɛ ɔman no suro ntam no.

27 Nso Yonatan deɛ, n’agya reka ɔman no ntam no, wante; na ɔde poma a na ɔkura no ano kaa ɛwoɔ no bi, na ɔde ne nsa kɔɔ n’ano, na n’ani so tetee no.

28 Na nkurɔfoɔ no mu baako kaa sɛ: W’agya aka dɔm no ntam sɛ: Nnome nka obiara a ɔbɛdidi nnɛ; nso na nkurɔfoɔ no retɔ piti.

29 Na Yonatan kaa sɛ: M’agya aha asase yi. Monhwɛ sɛ mekaa ɛwoɔ yi kakra mehwɛeɛ yi, m’ani so atete me;

30 na sɛ anka ɛdɔm yi dii wɔn atamfoɔ asadeɛ a wɔnyaeɛ no bi ɛ! Afei anka ɔkum kɛseɛ na Filistifoɔ kum no bɛyɛ.

Saulo ne amanaman no di ako

31 Na wɔkum Filistifoɔ no da no firi Mikmas kɔduruu Ayalon; na ɛdɔm no tɔɔ piti sɛ.

32 Na ɛdɔm no to kɔhyɛɛ asadeɛ no so, na wɔfaa nnwan ne anantwie ne anantwie mma kunkumm wɔn ɛfam, na ɛdɔm no dii no mogya mu.

33 Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Hwɛ, ɛdɔm no reyɛ AWURADE bɔne sɛ wɔdi no mogya mu. Na ɔkaa sɛ: Moafom, mommuni ɔbo kɛseɛ mmrɛ me nnɛ.

34 Na Saulo kaa sɛ: Monhwete nkɔ ɛdɔm no mu nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ: Momfa mo anantwie ne mo nnwan mmra me nkyɛn mmɛku wɔn ha nni, na monnyɛ AWURADE bɔne sɛ mobɛdi no mogya mu. Na ɛdɔm no nyinaa kurakura wɔn anantwie bae anadwo no bɛkunkum wɔn hɔ.

35 Na Saulo sii afɔrebukyia maa AWURADE. Ɛno ne afɔrebukyia a ɛdi kan a ɔsi maa AWURADE.

36 Na Saulo kaa sɛ: Momma yɛnsiane nkɔti Filistifoɔ no anadwo yi, na yɛmfom wɔn mfa nkɔduru anɔpa, na yɛannya wɔn mu nipa baako mpo. Na wɔkaa sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ nyinaa yɛ! Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Momma yɛntwe mpini Onyankopɔn wɔ ha.

37 Na Saulo bisaa Onyankopɔn sɛ: Mensiane menti Filistifoɔ no anaa? Wode wɔn bɛhyɛ Israel nsa anaa? Na wammua no da no.

38 Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mo ɛdɔm mu atitire nyinaa, montwe mpini ha, na monhwɛ nhunu adekodeɛ a enti bɔne yi aba nnɛ.

39 Na sɛ AWURADE a ɔgye Israel te aseɛ yi, sɛ ɛwɔ me ba Yonatan mpo so a, wuo na ɔbɛwuo. Na ɛdɔm no mu biara ammua no.

40 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Mo deɛ, monkɔ afa, na me ne me ba Yonatan nso nkɔ afa. Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ no yɛ!

41 Na Saulo kaa sɛ: Ao, AWURADE Israel Nyankopɔn, Adɛn nti na wommua w’akoa nnɛ yi? Sɛ ɛyɛ me anaa me ba Yonatan na ɛdi fɔ anaa Israelfoɔ yi a, ma nokorɛ nna adi. Na ɛbɔɔ Saulo ne ba Yonatan, na ɛdɔm no firii mu firii.

42 Ɛnna Saulo kaa sɛ: Montwe me ne me ba Yonatan ntam ntonto. Na ɛbɔɔ Yonatan.

43 Na Saulo ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Kyerɛ me deɛ woyɛeɛ. Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ka na mede me nsam poma ti mekaa ɛwoɔ kakra mehwɛeɛ. Hwɛ, wuo na mɛwuo!

44 Na Saulo kaa sɛ: Yonatan, Onyankopɔn nyɛ saa na ɔnkɔ so nyɛ saa, sɛ wuo na wobɛwuo.

45 Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Yonatan a wayɛ Israel mu ɔgyeɛ adwuma kɛseɛ yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ne tirinwi baako mpo rentɔ fam, ɛfiri sɛ ɔne Onyankopɔn na ayɛ adeɛ nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu.

46 Ɛnna Saulo firii Filistifoɔ no akyiridie sane baeɛ, na Filistifoɔ no kɔɔ wɔn nkuro mu.

47 Na Saulo dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae, ɔne Moab ne Amonfoɔ ne Edom ne Soba ahemfo ne Filistifoɔ koeɛ; na baabiara a ɔdanee ne ho koeɛ no, ɔdii nim.

48 Na ɔyɛɛ mmaninneɛ, na ɔkɔkumm Amalekfoɔ, na ɔgyee Israel wɔn afomfafoɔ nsam.

49 Nso Saulo mmammarima ne Yonatan, Isui ne Malkisua, na ne mmammaa baanu din nie: Abakan no din de Merab, na akumaa no din de Mikal.

50 Na Saulo yere din ne Ahinoam, Ahimaas ba. Na ne sahene din ne Abner, Saulo agya nua Ner ba.

51 Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ Abiel mma.

52 Na ɛko denden daa Filistifoɔ so Saulo nna nyinaa. Na sɛ Saulo hunu ɔbarima hoɔdenfoɔ biara anaa obiara a ɔyɛ nnam a, ɔkɔfa no ba ne nkyɛn.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 15

Saulo asoɔden

1 Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me na AWURADE somaa me sɛ memmɛsra wo ngo mensi wo ne man so hene: Na afei, tie AWURADE nsɛm.

2 Sɛɛ na asafo AWURADE seɛ: Mahunu deɛ Amalek yɛɛ Israel, sɛdeɛ wɔfiri Misraim reba no wɔbɛtwaree wɔn ɛkwan mu.

3 Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu.

4 Ɛnna Saulo maa ɔman no teeɛ, na ɔkan wɔn wɔ Telaim, mmarima a wɔnam anammɔn mu mpem ahanu ne Yuda mmarima mpem du.

5 Na Saulo duruu Amalek kuro kɛseɛ no so, na ɔde atɛfoɔ sisii bonhwa no mu.

6 Na Saulo ka kyerɛɛ Kenifoɔ no sɛ: Monkɔ, momfiri Amalek mu nsiane nkɔ, na mampra wo mamfra wɔn; na wo deɛ, woyɛɛ Israelfoɔ nyinaa adɔeɛ berɛ a wɔfiri Misraim reba no. Ɛnna Kenifoɔ firii Amalek mu kɔeɛ.

7 Na Saulo kunkumm Amalek firii Hawila de kɔsii baabi a w’ani kyerɛ Sur a ɛda Misraim apueeɛ fam no.

8 Na ɔkyeree Amalekhene Agag animono, na ɔman no nyinaa deɛ, ɔde nkrantɛ ano sɛee wɔn pasapasa.

9 Na Saulo ne dɔm no hunuu Agag ne nnwan ne anantwie a wɔyɛ ne wɔn a wɔadodɔre sradeɛ ne nnwammuruwa ne deɛ ɛyɛ no nyinaa mmɔbɔ, na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn; na adeɛ biara a wɔmmuo na ɛnyɛ mma hwee no deɛ, wɔsɛee no pasapasa.

10 Ɛnna AWURADE asɛm baa Samuel nkyɛn sɛ:

11 Manu me ho sɛ mede Saulo sii hene, ɛfiri sɛ wasane afiri m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛho, na ɔsu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa.

12 Na Samuel tuaa nhema sɛ ɔrekɔhyia Saulo anɔpa; na wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: Saulo aba Karmel, na hwɛ, wasi ne nkaeɛ dum, na wadane ne ho atwam asiane rekɔ Gilgal.

13 Na Samuel duruu Saulo nkyɛn no, Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE nhyira wo. Mama AWURADE asɛm no atim.

14 Na Samuel kaa sɛ: Na ɛdeɛn ne nnwan su a ɛgu m’asom yi ne anantwie su a meteɛ yi?

15 Na Saulo se: Amalekfoɔ mu na wɔde firi baeɛ, ɛfiri sɛ ɔman no dodoo nnwan ne anantwie a ɛyɛ no ho sɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE wo Nyankopɔn, na nkaeɛ no deɛ, yɛasɛe wɔn pasapasa.

16 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Gyae ma menka deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me anadwo yi menkyerɛ wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ!

17 Na Samuel kaa sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa deɛ, nanso ɛnyɛ wone Israel mmusuakuo ti? AWURADE sraa wo ngo sɛ di Israel so hene;

18 na AWURADE somaa wo akwankorɔ bi sɛ: Kɔ na kɔsɛe Amalekfoɔ nnebɔneyɛfoɔ no pasapasa, na ɛne wɔn nko kɔsi sɛ wobɛhye wɔn ase.

19 Adɛn nti na woantie AWURADE, na woato ahyɛ asadeɛ soɔ, na woayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne yi?

20 Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Matie AWURADE, na makɔ kwan a AWURADE somaa me no, na mede Amalekhene Agag aba, na masɛe Amalek pasapasa!

21 Na ɔman no faa asadeɛ no mu nnwan ne anantwie, ahyiradeɛ no mu adikaneɛ, sɛ wɔde rebɛbɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔdeɛ Gilgal.

22 Na Samuel kaa sɛ:

AWURADE pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ

sene tie a wobɛtie AWURADE anaa?

Hwɛ, setie yɛ sene afɔdeɛ,

na asoɔmmerɛ kyɛne nnwennini sradeɛ.

23 Na atuateɛ te sɛ woakɔ abisa,

na asoɔden te sɛ amumuyɛ ne ahonisom.

Ɛsiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti,

ɔno nso apo wo afiri ahennie no so.

24 Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Mayɛ bɔne sɛ mafom wɔ AWURADE anomu asɛm ne wo nsɛm ho, sɛ mesuroo ɔman no na metiee wɔn.

25 Na afei fa me bɔne firi me, na wo ne me nsane na menkɔsɔre AWURADE.

26 Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me ne wo rensane nkɔ, ɛfiri sɛ woapo AWURADE asɛm, na AWURADE nso apo wo sɛ nni Israel so hene.

27 Na Samuel danee ne ho rekorɔ no, Saulo sɔɔ ne batakari ano, na ɛsuanee.

28 Na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: Suane na AWURADE asuane Israel ahennie afiri wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a ɔyɛ sene woɔ.

29 Nso Israel Tumfoɔ no renni atorɔ na ɔrennu ne ho, ɛfiri sɛ ɔnyɛ onipa na wanu ne ho.

30 Ɛnna ɔse: Mayɛ bɔne deɛ, nanso afei di me ni me man mpanimfoɔ ne Israel nyinaa anim: Ɛne me nsane nkɔ, na menkɔsɔre AWURADE wo Nyankopɔn.

31 Ɛnna Samuel sane kɔdii Saulo akyire; na Saulo kɔsɔree AWURADE.

32 Na Samuel se: Momfa Amalekhene Agag mmrɛ me ha. Na Agag baa ne nkyɛn anigyeɛ so. Na Agag se: Ampa, owuoyea atwam kɔ.

33 Na Samuel se: Sɛ wo nkrantɛ maa mmaa dii mmasugya no, saa ara nso na wo na bɛdi basugya mmaa mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal.

34 Ɛnna Samuel sii mu kɔɔ Rama. Na Saulo nso foro kɔɔ ne fie Gibea-saulo.

35 Na Samuel ammɛhwɛ Saulo bio kɔsii ne wuda, na Samuel gyam Saulo; na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔde Saulo dii Israel so hene.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 16

Wɔsra Dawid si no hene

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.

2 Na Samuel se: Mɛyɛ dɛn makorɔ? Na Saulo te a, ɔbɛku me. Na AWURADE se: Fa nantwie ba kura na kɔka sɛ: Mebaa sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE.

3 Na frɛ Yisai bra afɔdeɛ no ho, na me ara mɛkyerɛ wo deɛ yɛ, na sra deɛ mɛka makyerɛ woɔ no ma me.

4 Na Samuel yɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Betlehem. Na kuro no mu mpanimfoɔ de ahopopoɔ bɛhyiaa no bisaa no sɛ: Woaba no asomdwoeɛ mu anaa?

5 Na ɔse: Asomdwoeɛ mu: Mebaa sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE; monnwira mo ho na mo ne me nkɔ afɔdeɛ no ho. Na ɔdwiraa Yisai ne ne mma no ho, na ɔfrɛɛ wɔn baa afɔdeɛ no ho.

6 Na wɔbaa mu no, ɔhunuu Eliab, na ɔse: Ampa, deɛ AWURADE asra no no na ɔwɔ n’anim yi.

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tenteneyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ deɛ onipa hwɛ, na onipa hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na AWURADE deɛ, ɔhwɛ akoma mu.

8 Ɛnna Yisai frɛɛ Abinadab maa no twaa mu Samuel anim. Na ɔse: Oyi nso, AWURADE mfaa no.

9 Na Yisai maa Sama twaa mu. Na ɔse: Oyi nso, AWURADE mfaa no.

10 Na Yisai maa ne mma baason bɛtwaa mu Samuel anim. Na Samuel ka kyerɛɛ Yisai sɛ: AWURADE nyii yeinom.

11 Na Samuel bisaa Yisai sɛ: Mmeranteɛ no nyinaa nie? Na ɔse: Aka akumaa no, na hwɛ, ɔrehwɛ nnwan. Na Samuel ka kyerɛɛ Yisai sɛ: Soma ma wɔnkɔfa no mmra, na yɛrentena ase gye sɛ waba ha ansa.

12 Na ɔsoma maa wɔkɔfaa no baeɛ. Nso na ɔbere, na n’animma yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ. Na AWURADE kaa sɛ: Sɔre sra no, na ɔno ara nie.

13 Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so, ɛfiri da no ara de rekorɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.

Dawid ba Saulo ahemfie

14 Na AWURADE honhom firii Saulo ho, na honhommɔne firi AWURADE nkyɛn bɛhaa no.

15 Na Saulo nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ ɛ, honhommɔne bi a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛreha woɔ yi.

16 Ma yɛn wura nka nkyerɛ wo nkoa a wɔwɔ w’anim yi, na wɔnkɔhwehwɛ obi a ɔnim sankuo bɔ, na sɛ honhommɔne no firi Nyankopɔn nkyɛn ba wo so a, ɔde ne nsa abɔ ama wo ho atɔ wo.

17 Na Saulo ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monhwehwɛ obi a ɔnim bɔ yie mma me ɛ, na momfa no mmrɛ me.

18 Na mmeranteɛ no mu baako buaa sɛ: Hwɛ, mahunu Betlehemni Yisai ba bi a ɔnim bɔ, ɔyɛ ɔbarima a ɔtumi ne ho ne ɔkofoni, na ɔhunu nsɛm mu, na ne ho nso yɛ fɛ, na AWURADE di n’akyi.

19 Na Saulo somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Yisai nkyɛn kɔkaa sɛ: Ma wo ba Dawid a ɔwɔ nnwan ho no mmra me nkyɛn.

20 Na Yisai faa afunumu de paanoo ne nsa kotokuo ma, ne ɔpapo soaa no, na ɔde somaa ne ba Dawid kɔmaa Saulo.

21 Na Dawid baa Saulo nkyɛn, na ɔbɛyɛɛ ne somfoɔ. Na Saulo dɔɔ no sɛ, na ɔde no yɛɛ n’akodeɛkurani.

22 Na Saulo soma maa wɔkɔɔ Yisai nkyɛn kɔkaa sɛ: Mesrɛ wo, ma Dawid nsom me, na wanya m’anim adom.

23 Na ɛbaa sɛ, sɛ honhom no firi Nyankopɔn nkyɛn ba Saulo so a, na Dawid afa sankuo na ɔde ne nsa abɔ, na Saulo ho adwo no, na ne ho atɔ no, na honhommɔne no afiri ne so kɔ.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 17

Dawid kum Goliat

1 Na Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrebɛdi ako, na wɔbɛboaa wɔn ano Soko a ɛyɛ Yuda dea no, na wɔbɛkyeree nsraban Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-damim.

2 Na Saulo ne Israel mmarima boaboaa wɔn ano na wɔkɔkyeree nsraban Ela bonhwa mu, na wɔtwitwaa mpasua sɛ wɔne Filistifoɔ rehyia akɔko.

3 Na Filistifoɔ gyina bepɔ so ɔfa ha, na Israel nso gyina bepɔ so ɔfa ha, na bonhwa da wɔn ntam.

4 Na ɔbarima katakyie bi firi Filistifoɔ nsram firii adi, a ne din de Goliat a ɔfiri Gat, na ne tentene yɛ basafa mmiɛnsa ne saama.

5 Na kɔbere mfrafraeɛ kyɛ hyɛ ne ti, na ɔhyɛ kɔbere mfrafraeɛ abono akotadeɛ, a n’akotadeɛ no mu duro yɛ nnwetɛbena mpemnum.

6 Na kɔbere mfrafraeɛ nkataho kata ne nan ho, na kɔbere mfrafraeɛ pɛmɛ wɔ ne mmatiri so.

7 Na ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua, na ne pea ti kari dadeɛ nnwetɛbena ahansia; na ɛkyɛmkurani di n’anim.

8 Na ɔbɛgyinaa hɔ teaa mu frɛɛ Israel mpasua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na moafiri aba mpasua so rebɛko yi? Menyɛ Filistini na mo nso moyɛ Saulo nkoa? Monyi mo mu ɔbarima bi, na ɔnsiane mmra me nkyɛn.

9 Sɛ ɔtumi ne me ko na ɔku me a, ɛnneɛ yɛbɛyɛ mo nkoa; na sɛ me nso metumi no, na meku no a, ɛnneɛ monyɛ yɛn nkoa na monsom yɛn.

10 Na Filistini no kaa sɛ: Me deɛ, meretwa Israel mpasua poa nnɛ da yi, momma me ɔbarima bi na yɛnko.

11 Na Saulo ne Israel nyinaa tee Filistini no nsɛm yi no, wɔn akoma tui, na wɔsuroo pa ara.

12 Nso Dawid yɛ Efratini a ɔfiri Betlehem Yuda a wɔfrɛ no Yisai a ɔwɔ mmammarima baawɔtwe no ba. Na Saulo nna no mu na ɔbarima no abɔ akora a ne mfeɛ akɔ anim ara yie.

13 Na Yisai mma mpanin baasa dii Saulo akyi kɔɔ ɔsa no; na ne mma baasa a wɔkɔɔ ɔsa no din nie: Abakan Eliab ne n’akyiriba Abinadab ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa Sama.

14 Na Dawid deɛ, na ɔno ne akumaa, na mpanimfoɔ baasa no dii Saulo akyiri kɔeɛ;

15 na Dawid deɛ, ɛyɛ a, ɔfiri Saulo nkyɛn sane kɔhwɛ n’agya nnwan wɔ Betlehem.

16 Na adaduanan, na Filistini no firi bɛgyina hɔ anɔpatutu ne anwummerɛ biara de ne ho kyerɛ.

17 Na Yisai ka kyerɛɛ ne ba Dawid sɛ: Fa wo nuanom nnoɔma yi, nkyeweɛ efa yi ne paanoo du yi, tu mmirika kɔ nsraban no mu kɔma wo nuanom;

18 na fa nufosuo a akyenkyen mua du yi kɔma apem so safohene no, na hwɛ sɛdeɛ wo nuanom ho teɛ, na fa wɔn ho biribi bra.

19 Nso na Saulo ne wɔn ne Israel mmarima nyinaa na ɛwɔ Ela bonhwa no mu ne Filistifoɔ reko.

20 Na Dawid sɔree anɔpahema gyaa nnwan no hyɛɛ ɔhwɛfoɔ nsa, na ɔsoa kɔeɛ, sɛdeɛ Yisai hyɛɛ no no; na ɔkɔduruu nteaseɛnam aboaeɛ; na ɛdɔm no refiri adi akɔ mpasua mu na wɔbɔɔ ɔko no ho se,

21 na Israel ne Filistifoɔ atwitwa mpasua a ɛdɔm kyerɛ dɔm anim.

22 Ɛnna Dawid gyaa ne nnoɔma a na ɔkura no hyɛɛ nnoɔma so hwɛfoɔ nsa, na ɔtuu mmirika kɔɔ mpasua no mu na ɔkɔkyeaa ne nuanom no.

23 Na ɔne wɔn rekasa no, hwɛ, Filistini katakyie a wɔfrɛ no Goliat a ɔfiri Gat no, firi Filistifoɔ mpasua mu bae, na ɔbɛkekaa nsɛm no ara, na Dawid teeɛ.

24 Na Israel mmarima no nyinaa, wɔhunu ɔbarima no a, wɔdwanedwane firi n’anim, na wɔsuro sɛ.

25 Na Israel mmarima no kekaa sɛ: Sɛ moahunu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel ara na waba rebɛtwa wɔn poa; na onii ko a ɔbɛku no no, ɔhene bɛma no anya ne ho sɛ, na ɔde ne babaa bɛma no aware, na wama n’agya fie ade wɔn ho wɔ Israel.

26 Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi?

27 Na nkurɔfoɔ no kaa saa asɛm no ara kyerɛɛ no sɛ: Sɛɛ na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku no no.

28 Na ne nua panin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa; na Eliab bo fuu Dawid kaa sɛ: Adɛn nti na wosiane baa ha? Na hwan na wogyaa nnwan kakra a wɔwɔ wiram no hyɛɛ ne nsa? Me deɛ, menim w’aniɛden ne w’akoma mu bɔne dada sɛ ɔko no hwɛ nti na wosiane baeɛ.

29 Na Dawid se: Na mayɛ dɛn? Ɛnyɛ asɛm bi ntira?

30 Na ɔdanee ne ho firii ne nkyɛn kyerɛɛ obi, na ɔkaa saa asɛm no ara; na nkurɔfoɔ no de akane asɛm no ara buaa no.

31 Na wɔtee Dawid nsɛm a ɔkaeɛ no, wɔde kɔtoo Saulo anim, na ɔmaa wɔkɔfaa no baeɛ.

32 Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Mma ne ho nnyɛ obiara akomatuo; w’akoa bɛkɔ akɔne Filistini yi ako.

33 Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wontumi nkɔ nkɔne Filistini no nko, ɛfiri sɛ wo deɛ, woyɛ abɔfra, na ɔno deɛ, ɔyɛ ɔbarima kofoni firi ne mmɔfraase.

34 Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: W’akoa rehwɛ n’agya nnwan na sɛ gyata ne sisire ba bɛkyere adwammaa firi ekuo no mu a,

35 mefiri adi meti no mekɔbɔ no, na meyi no mefiri n’anomu; na sɛ ɔsɔre tia me a, mesɔ ne bɔgyesɛ mu mebɔ no meku no.

36 W’akoa akum gyata ne sisire nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu baako, sɛ watwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa.

37 Na Dawid kaa sɛ: AWURADE a ɔyii me gyata ne sisire nsam no, ɔno ara bɛyi me Filistini yi nsam. Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na AWURADE bɛdi w’akyi.

38 Na Saulo de ne ntadeɛ hyɛɛ Dawid na ɔde kɔbere mfrafraeɛ kyɛ soaa no, na ɔde nkataboɔ hyɛɛ no.

39 Na Dawid de ne nkrantɛ bɔɔ n’atadeɛ no so, na ɔde nante hwɛe; ɛfiri sɛ na ɔnnya nsɔ nhwɛe. Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Merentumi mfa yeinom nkɔ, ɛfiri sɛ mensɔ menhwɛe da; na Dawid yi firii ne ho.

40 Na ɔfaa ne poma kuraa ne nsam, na ɔyii mmoseaa a akokwa nnum firii subɔn no mu de guu ne nnwanhwɛfoɔ kotokuo ne bɔtɔ mu; na ɔkuraa ne ntɔmmoɔ ne nsam, na ɔtwe pinii Filistini no.

41 Na Filistini no nso nam reba, na ɔtwe pinii Dawid; na ɔbarima a ɔso kyɛm no di n’anim.

42 Na Filistini no totoo n’ani na ɔhunuu Dawid no, ɔbuu no animtia; ɛfiri sɛ ɔyɛ abɔfra, na ɔbere, na ne ho nso yɛ fɛ.

43 Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Meyɛ kraman na wode mpoma reba me nkyɛn yi? Na Filistini no frɛɛ ne nyame domee Dawid.

44 Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra me nkyɛn na memfa wo nam memma ewiem nnomaa ne wiram mmoa.

45 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: Wo deɛ, wode nkrantɛ ne pea ne pɛmɛ na ɛreba me so, na me deɛ, mede asafo AWURADE, Israel mpasua a woatwa wɔn poa no Nyankopɔn din na mereba wo so.

46 Ɛnnɛ da yi AWURADE de wo bɛhyɛ me nsa, na maku wo, na matwa wo tiri afiri so, na mede Filistifoɔ dɔm afunu mama ewiem nnomaa ne asase so mmoadoma nnɛ ara, na asase nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel,

47 na badwa yi nyinaa nso ahunu sɛ ɛnyɛ nkrantɛ ne pea na AWURADE de gye nkwa, ɛfiri sɛ ɔko no yɛ AWURADE dea, na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.

48 Na ɛbaa sɛ, Filistini no sɔree sɛ ɔreba abɛhyia Dawid no, Dawid yɛɛ ntɛm tuu mmirika kɔɔ mpasua no so kɔhyiaa Filistini no.

49 Na Dawid tenee ne nsa hyɛɛ kotokuo no mu yii ɔboɔ wɔ mu, na ɔtoo ntɔmmoɔ no bɔɔ Filistini no moma so, na ɔboɔ no hyɛnee ne tirim, na ɔhwee ase maa n’anim butuu fam.

50 Saa na Dawid de ntɔmmoɔ ne ɔboɔ faa Filistini no soɔ, na ɔbɔɔ Filistini no kumm no, nanso na nkrantɛ biara nkura Dawid nsam.

51 Enti Dawid tutuu mmirika kɔgyinaa Filistini no so, na ɔsɔɔ ne nkrantɛ mu twe firii bɔha mu, na ɔkumm no, na ɔde twaa ne ti. Na Filistifoɔ no hunuu sɛ wɔn brane awuo no, wɔdwaneeɛ.

52 Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose na wɔtii Filistifoɔ no kɔduruu Gaine Ekron apono akyi. Na Filistifoɔ apirafoɔ no totɔɔ Saaraim kwan so de kɔduruu Gat ne Ekron.

53 Na Israelfoɔ no sane firii Filistifoɔ no akyiridie ne pamo denden no mu, na wɔbɛfomm wɔn nsraban no faeɛ.

54 Na Dawid faa Filistini no ti, na ɔde baa Yerusalem; na n’akodeɛ deɛ, ɔde guu ne ntomadan mu.

55 Na Saulo hunuu Dawid sɛ ɔrefiri adi akɔhyia Filistini no no, ɔka kyerɛɛ ne safohene Abner sɛ: Abner, hwan ba ne aberanteɛ yi? Na Abner se: Ɔhene, sɛ wo kra te aseɛ yi, mennim.

56 Na ɔhene se: Wo deɛ, bisa onii ko a ne ba ne akwankwaa yi.

57 Na Dawid firi Filistini no kum resane aba no, Abner faa no de no baa Saulo anim, na Filistini no tiri no kura ne nsam.

58 Na Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Aberanteɛ, hwan ba ne wo? Na Dawid buaa sɛ: W’akoa Yisai, Betlehemni no ba ne me.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 18

Yonatan ne Dawid adamfofa

1 Na ɔne Saulo kasa wieeɛ no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ ɔno ara ne kra.

2 Ɛda no ara, Saulo faa no ne no tenaeɛ, na wamma no ansane ankɔ n’agya fie.

3 Na Yonatan ne Dawid pam apam bi, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no sɛ ɔno ara ne kra.

4 Na Yonatan yii ne batakari a ɔhyɛ no maa Dawid ne ne ntadeɛ kɔduruu ne nkrantɛ ne ne tadua ne n’abɔsoɔ so.

5 Na Dawid firi adi kɔ baabiara a Saulo soma no na ne biribiara kɔ so; na Saulo de no sii akofoɔ so, na ɔsɔɔ ɔman no nyinaa ne Saulo nkoa nso ani.

Saulo twe Dawid ho ninkunu

6 Na wɔreba a Dawid resane afiri Filistini no kum aba no, mmaa firii Israel nkuro nyinaa mu de nnwom ne asa ba bɛhyiaa Ɔhene Saulo; wɔde mpintin ne anigyeɛ ne ahinasa adeɛ.

7 Na mmaa a wɔregorɔ no gyee wɔn ho so sɛ:

Saulo akum apem mu,

na Dawid akum ne mpem du mu.

8 Na Saulo bo fuu kɛse, na asɛm no anyɛ no dɛ. Na ɔkaa sɛ: Wɔde mpem du ama Dawid, na me deɛ, apem na wɔde ama me, na ɛdeɛn na aka no bio sɛ ahennie no?

9 Na ɛfiri da no ara de rekorɔ no, Saulo tuu n’ani saa Dawid.

10 Na adeɛ kyeeɛ no, Nyankopɔn honhommɔne no sii Saulo so, na ɔrekɔm efie, na Dawid de ne nsa rebɔ sankuo, sɛdeɛ ɔyɛ daa no; na pea kura Saulo nsam.

11 Na Saulo too pea no, na ɔse: Mɛbɔ Dawid afam ɔfasuo ho. Na Dawid danee ne ho firii n’anim mprenu.

12 Na Saulo suroo Dawid, ɛfiri sɛ AWURADE di n’akyi, na Saulo deɛ, wafiri ne nkyɛn.

13 Enti Saulo yii no firii ne ho, na ɔsii no apem so safohene, na ɔdii ahyɛmfire, ɔman no anim.

14 Na Dawid nyaa nkɔsoɔ n’akwan nyinaa mu, na AWURADE dii n’akyi.

15 Na Saulo hunuu sɛ ne biribiara kɔ soɔ no, ɔsuroo no kɔkɔɔkɔ.

16 Na Israel ne Yuda nyinaa dɔɔ Dawid, ɛfiri sɛ ɔno na na ɔdi wɔn anim ahyɛmfire.

17 Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, me babaa panin Merab nie, ɔno na mede no bɛma wo aware; nnam ara na yɛ ma me, na ko ma AWURADE! Ɛfiri sɛ Saulo dwenee sɛ: Meremma me nsa nnka no, na Filistifoɔ na wɔn nsa nka no.

18 Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Mene hwan, na me nkwa, anaa m’agya abusua ne deɛn wɔ Israel, na memmɛyɛ ɔhene aseɛ?

19 Na berɛ duruiɛ a anka wɔde Saulo babaa Merab rebɛma Dawid no, wɔde no maa Meholatni Adriel awareɛ.

20 Na Saulo ba Mikal dɔ Dawid; na wɔka kyerɛɛ Saulo no, asɛm no yɛɛ no anigyeɛ.

21 Na Saulo se: Mede no bɛma no, na ayɛ no fidie, na Filistifoɔ nsa aka no. Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid ne mprenu soɔ sɛ: Wobɛyɛ m’ase nnɛ.

22 Na Saulo hyɛɛ n’asomfoɔ sɛ: Momfa aseɛ ne Dawid nkasa sɛ: Hwɛ, ɔhene pɛ w’asɛm, na ne nkoa nyinaa dɔ wo, enti afei, bɛyɛ ɔhene ase.

23 Na Saulo nkoa no kaa nsɛm yi guu Dawid aso mu. Na Dawid kaa sɛ: Ɛyɛ mo ani so adewa sɛ obi bɛyɛ ɔhene aseɛ? Na me deɛ, meyɛ onipa hiani a m’akyiri nyɛ duro.

24 Na Saulo nkoa kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛdeɛ Dawid kaeɛ nie.

25 Na Saulo kaa sɛ: Sɛ monkɔka nkyerɛ Dawid nie: Ɔhene mpɛ tiriadeɛ biara sɛ Filistifoɔ mmarima ano wedeɛ ɔha, na wɔntɔ ɔhene atamfoɔ so were. Na Saulo susuu sɛ ɔnam Filistifoɔ nsa so bɛma Dawid atɔ.

26 Na ne nkoa kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Dawid no, ɛyɛɛ Dawid fɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔhene aseɛ. Na nna no nnya nnuruiɛ no,

27 Dawid sɔre sii mu, ɔno ne ne mmarima, na ɔkɔkumm Filistifoɔ mmarima ahanu. Na Dawid de wɔn mmarima ano wedeɛ baeɛ, na wɔkan maa no durui de kyerɛɛ ɔhene sɛ, ɔnyɛ ɔhene ase. Na Saulo de ne ba Mikal maa no aware.

28 Na Saulo hwɛ hunuu sɛ AWURADE di Dawid akyi; na Saulo babaa Mikal dɔɔ no.

29 Na Saulo kɔɔ so suroo Dawid ara, na ɛmaa Saulo tanee Dawid daa.

30 Na Filistifoɔ asafohene firii adi bɛkoeɛ; na da biara a wɔfiri adi ba no, ɛsi Dawid yie sene Saulo nkoa nyinaa. Na na wɔbɔ ne din anidie mu sɛ.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 19

Yonatan yi n’agya atirimpɔ bɔne no adi

1 Na Saulo ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ wɔnkum Dawid.

2 Nanso Saulo ba Yonatan pɛ Dawid asɛm sɛ. Na Yonatan kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: M’agya Saulo rehwehwɛ wo aku wo, na afei, kora wo ho anɔpa, na tena kokoa bi mu hunta;

3 na me deɛ, mɛfiri adi makɔgyina m’agya nkyɛn wiram baabi a wowɔ no, na me ne m’agya aka wo ho asɛm, na mete biribi a maka makyerɛ wo.

4 Na Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa kyerɛɛ n’agya Saulo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid ho bɔne; na ɔnyɛɛ wo bɔne biara, na ne nneyɛɛ nso ayɛ wo yie pii.

5 Na ɔde ne kra too ne nsam kɔkumm Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wohunui na w’ani gyeeɛ; na adɛn nti na worebɛyɛ mogya a ɛdi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa?

6 Na Saulo tiee Yonatan, na Saulo kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, wɔrenkum no da!

7 Na Yonatan frɛɛ Dawid; na Yonatan kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no. Ɛnna Yonatan de Dawid baa Saulo nkyɛn, na ɔbɛtenaa n’anim sɛ kane no.

8 Na ɔko no kɔɔ so ara, na Dawid firii adi ne Filistifoɔ kɔkoeɛ, na ɔde ekumkɛseɛ kumm wɔn, na wɔdwane firii n’anim.

9 Na AWURADE honhommɔne no baa Saulo so; na ɔte ne fie, na pea kura ne nsam, na Dawid de ne nsa rebɔ sankuo.

10 Na Saulo hwehwɛɛ sɛ ɔde pea no bɔ Dawid fam ɔfasuo no ho, nanso ɔtwee ne ho firii Saulo anim, na ɔtoo pea no wɔɔ ɔfasuo no mu; na Dawid dwaneeɛ, na ɔfirii mu firii anadwo no.

11 Ɛnna Saulo somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid fie sɛ wɔnkɔwɛn no na wɔnku no anɔpa. Na Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woannye wo kra anadwo yi a, ɔkyena wɔbɛku wo.

12 Na Mikal de Dawid faa mpomma mu sii fam, na ɔkɔeɛ, na ɔdwane firii mu firii.

13 Na Mikal faa ohoni de too mpa no so, na ɔde abirekyie nwi sumiiɛ too atifi, na ɔde ntoma kataa so.

14 Na Saulo somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid no, Mikal kaa sɛ: Ɔyare.

15 Ɛnna Saulo somaa abɔfoɔ no sɛ wɔnkɔhwɛ Dawid, na ɔse: Momfa no mfiri mpa no so mmrɛ me, na menku no.

16 Na abɔfoɔ no duruu hɔ no, na hwɛ, ohoni na ɛda mpa no soɔ, na abirekyie nwi sumiiɛ da atifi.

17 Na Saulo ka kyerɛɛ Mikal sɛ: Adɛn nti na woadaadaa me sɛɛ, na woagya me tamfo kwan na wafiri mu afire yi? Na Mikal ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma menkɔ; adɛn nti na menku woɔ?

18 Na Dawid dwane firii mu firiiɛ, na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama kɔkaa deɛ Saulo de ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔne Samuel kɔ kɔtenaa Naiot.

19 Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ Naiot wɔ Rama.

20 Na Saulo somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid; na wɔhunuu adiyifoɔ asafo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn soɔ no, Nyankopɔn honhom baa Saulo abɔfoɔ no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.

21 Na wɔbɛka kyerɛɛ Saulo no, ɔsomaa abɔfoɔ foforɔ; na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm saa ara. Na Saulo somaa abɔfoɔ bio, ne mprɛnsa so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.

22 Ɛnna ɔno ara kɔɔ Rama, na ɔduruu abura kɛseɛ a ɛwɔ Seku ho no, ɔbisaa sɛ: Ɛhe na Samuel ne Dawid wɔ? Na wɔse: Hwɛ, wɔwɔ Naiot wɔ Rama.

23 Na ɔkɔɔ Naiot wɔ Rama hɔ; na Nyankopɔn honhom baa ɔno nso so, na ɔrekorɔ no, ɔhyɛɛ nkɔm ara kɔ kɔsii sɛ ɔduruu Naiot wɔ Rama.

24 Na ɔno nso worɔɔ ne ntadeɛ, na ɔno nso hyɛɛ nkɔm Samuel anim, na ɔde adagya daa hɔ da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa. Enti na wɔka sɛ: Saulo nso fra adiyifoɔ no mu anaa?

Categories
1 Samuel

1 Samuel 20

Yonatan dwodwo n’agya

1 Na Dawid dwane firii Naiot wɔ Rama, na ɔba bɛkaa no Yonatan anim sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ? M’amumuyɛ ne sɛn, na me bɔne ne sɛn wɔ w’agya anim a enti ɔrehwehwɛ me aku me yi?

2 Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛmpare wo, worenwu; hwɛ, m’agya renyɛ ade kɛseɛ anaa ade ketewa biara gye sɛ ɔyi me asotire ansa; na adɛn nti na m’agya de asɛm yi bɛhunta me? Ɛnte saa.

3 Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim adom, enti na ɔse: Wɔmmma Yonatan nnhunu yei, na anyɛ no ya; na ampa ara, sɛ AWURADE te aseɛ, na wo kra nso te aseɛ yi, nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam.

4 Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Biribiara a wo kra seɛ no, mɛyɛ ama wo.

5 Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Hwɛ, ɔkyena na ɔsrane fire a ɛsɛ sɛ anka me ne ɔhene kɔtena adidiiɛ; nanso ma menkɔ nkɔhunta wiram nkɔsi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anwummerɛ.

6 Sɛ w’agya bisa m’akyiri kwan a, ɛnneɛ ka kyerɛ no sɛ: Dawid asrɛ me kwan sɛ ɔretu mmirika akɔ ne kurom Betlehem, na abusua no nyinaa wɔ afirinhyia afɔrebɔ wɔ hɔ.

7 Sɛ ɔka sɛ: Ɛyɛ a, na asomdwoeɛ wɔ hɔ ma w’akoa, na sɛ ne bo fu a, ɛnneɛ hunu sɛ wakyere ne mu sa bɔne.

8 Na yɛ w’akoa adɔeɛ, ɛfiri sɛ AWURADE apam mu na woama wo ne w’akoa ahyɛne; na sɛ amumuyɛ bi wɔ me mu a, wo ara ku me, na adɛn nti na wode me rekɔma w’agya?

9 Na Yonatan se: Ɛmpare wo sɛ, sɛ menim sɛ m’agya akyere sa bɔne de reba wo so a, merenka menkyerɛ woɔ.

10 Na Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Sɛ w’agya de asɛm denden bi bua wo a, hwan na ɔbɛka akyerɛ me?

11 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra ma yɛmfiri nkɔ wiram. Na wɔn baanu firii adi kɔɔ wiram.

12 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, nyɛ danseni sɛ, sɛ ɔkyena anaa ɔkyena akyi sɛsɛɛ berɛ yi mu, mehwɛ m’agya adwene na ɛyɛ wɔ Dawid ho, na mansoma amma wo nkyɛn ammɛyi wo asotire a!

13 Na sɛ ɛsɔ m’agya ani sɛ bɔne mmra wo so na mamma ammɛyi wo asotire, na mannya wo kwan amma woankɔ asomdwoeɛ mu a, AWURADE nyɛ me Yonatan saa na ɔnka ho saa! Na AWURADE nni w’akyi sɛdeɛ ɔdi m’agya akyire no.

14 Na sɛ meda so mete aseɛ yi, fa AWURADE nokorɛ adɔeɛ yɛ me, na manwu,

15 ntwa w’adɔeɛ no to mfiri me fie ho da. Na sɛ AWURADE twitwa Dawid atamfoɔ firi asase so a, nnyae me fie adɔeɛyɛ.

16 Na Yonatan ne Dawid fie pamee sɛ: AWURADE ntɔ Dawid atamfoɔ were.

17 Na Yonatan maa Dawid kaa ne dɔ a ɔde dɔ no no ho ntam bio, ɛfiri sɛ na ɔdɔ no sɛ ɔno ara ne kra.

18 Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyena na ɔsrane fire, na wɔbɛhunu sɛ wonni hɔ, ɛfiri sɛ wo tenaberɛ bɛda mpan.

19 Na sɛ ɛdi nnansa a, wɔbɛhunu sɛ wonni hɔ ampa ara, ɛnneɛ na siane ntɛm bra deɛ asɛm no baeɛ no, wohuntaeɛ hɔ, na tena Esel boɔ no ho.

20 Na mɛtoto agyan mmiɛnsa mafa ho, sɛdeɛ merebɔ botaeɛ mu.

21 Na hwɛ, mɛsoma abɔfra sɛ: Kɔhwehwɛ agyan no. Sɛ mese abɔfra no sɛ: Hwɛ, agyan no wɔ wo nkyɛn mu ha, tase bra a, ɛnneɛ bra, na sɛ AWURADE te aseɛ yi, asomdwoeɛ na ɛwɔ hɔ ma woɔ, asɛm biara nni hɔ.

22 Na sɛ mese akwankwaa no sɛ: Hwɛ, m’agyan no wɔ w’anim fam nohoa a, ɛnneɛ kɔ, na AWURADE agya wo kwan.

23 Na asɛm a me ne wo kaeɛ no ho deɛ, hwɛ, AWURADE wɔ me ne wo ntam daa.

24 Ɛnna Dawid kɔhuntaa wiram. Na ɔsrane firiiɛ no, ɔhene kɔtenaa adidiiɛ.

25 Na ɔhene tenaa n’atenaeɛ sɛdeɛ ɔyɛ no daa wɔ ɔfasuo ho adwa no so; na Yonatan sɔree, na Abner tenaa ɔhene nkyɛn, na Dawid atenaeɛ no da mpan.

26 Na Saulo anka hwee da no; ɛfiri sɛ ɔse: Biribi ayɛ no; ne ho nte; ampa ara ne ho nte.

27 Na adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ bosome no da a ɛtɔ so mmienu a na Dawid atenaeɛ da mpan no, Saulo bisaa ne ba Yonatan sɛ: Adɛn nti na Yisai ba no amma adidie ase nnora ne nnɛ yi?

28 Na Yonatan buaa Saulo sɛ: Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔrekɔ Betlehem,

29 na ɔse: Gya me kwan ɛ, na yɛwɔ abusua afɔrebɔ wɔ kuro no mu, na me nua ahyɛ me sɛ memmra. Enti afei, sɛ manya w’anim adom a, ma menkɔ menkɔhwɛ me nuanom. Enti na wamma ɔhene pono ho yi.

30 Ɛnna Saulo bo fuu Yonatan, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wo, ɔbaa brakyewni tuateni ba, adɛn menhunuu sɛ woafa Yisai ba no adamfo de rehyɛ wo ho ne wo na adagya mu aniwuo?

31 Na mmerɛ dodoɔ a Yisai ba no te ase asase soɔ yi, wo ne w’ahennie rennyina. Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, na wuo ara na ɔbɛwuo.

32 Na Yonatan buaa n’agya Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wɔnku no? Ɛdeɛn na wayɛ?

33 Ɛnna Saulo too pea sɛ ɔde rebɔ no. Na Yonatan hunuu sɛ n’agya awe ataa so sɛ ɔbɛkum Dawid.

34 Na Yonatan de abufuhyeɛ sɔre firii ɛpono no ho, na wannidi bosome no da a ɛtɔ so mmienu no. Na ɔdii Dawid ho ya sɛ n’agya asopa no.

35 Na anɔpa no Yonatan firii adi kɔɔ wiram deɛ ɔhyɛɛ Dawid no, na abɔfra kumaa bi ka ne ho.

36 Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Tu mmirika kɔhwehwɛ agyan a merebɛtotoɔ no. Abɔfra no retu mmirika no, ɔtoo agyan no traa no.

37 Na abɔfra no duruu deɛ agyan a Yonatan toeɛ no wɔ no, Yonatan hyɛɛ abɔfra no mmɔn sɛ: Agyan no ngu w’anim nohoa anaa?

38 Na Yonatan hyɛɛ abɔfra no mmɔn sɛ: Yɛ ntɛm, ka wo ho, nnyina. Na Yonatan abɔfra no tasee agyan no de brɛɛ ne wura.

39 Nso na abɔfra no nnim ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔnim asɛm no.

40 Ɛnna Yonatan de n’akodeɛ no maa abɔfra no na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa kɔ kuro no mu.

41 Abɔfra no kɔeɛ; na Dawid sɔre firii aboɔkuo no ho, na ɔde n’anim bɛbutuu fam na ɔkotoo mprɛnsa, na wɔfefee wɔn ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid deɛ boroo so.

42 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ yɛn baanu akeka AWURADE ntam no, AWURADE ntena me ne wo ntam ne m’asefoɔ ne w’asefoɔ ntam nkɔsi daa. Na ɔsii mu kɔeɛ; na Yonatan baa kuro no mu.