Categories
1 Samuel

1 Samuel 1

Samuel awoɔ

1 Na Efratini barima bi wɔ hɔ a ɔfiri Ramataim-sofim, Efraim bepɔ soɔ a ne din de Elkana, Suf ba, Tohu ba, Elihu ba, Yeroham ba.

2 Na ɔwɔ yerenom baanu, ɔbaako din de Hana, na ɔbaako din de Penina. Na Penina wɔ mma, nanso Hana deɛ, na ɔnni ba.

3 Daa afe ɔbarima yi firi ne kurom kɔ sɛ ɔrekɔsɔre na wabɔ afɔdeɛ ama asafo AWURADE wɔ Silo. Na ɛhɔ na Eli mma baanu Hofni ne Pinehas di AWURADE asɔfoɔ.

4 Na da a Elkana bɔ afɔdeɛ no, ɔma ne yere Penina ne ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa kyɛfa.

5 Na Hana deɛ, ɔma no baanu kyɛfa, ɛfiri sɛ ɔdɔ Hana, nanso AWURADE ato ne yafunu mu.

6 Na ahi ara na na ne kora no yi no sɛ ɔbɛhuru ne boɔ, ɛfiri sɛ AWURADE ato ne yafunu mu.

7 Na saa na na ɔyɛ afe biara. Daa sɛ wɔforo kɔ AWURADE fie a, ɔyi no ahi saa; na ɔsu na ɔnnidi.

8 Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Hana, adɛn na wosu, na adɛn na wonnidie, na adɛn na wo bo nnwoɔ? Menyɛ memma wo nsene mmammarima du anaa?

9 Na wɔdidiiɛ na wɔnom wieeɛ wɔ Silo no, Hana sɔreeɛ; nanso na Ɔsɔfoɔ Eli te adwa so AWURADE asɔredan ano aponnwa ho.

10 Na ne kra werɛ hoe, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ, na ɔde yea sui.

11 Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnneɛ mede no bɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan biara renka ne ti.

12 Na ɛbaa sɛ, ɔgu so rebɔ mpaeɛ AWURADE anim no, Eli hwɛɛ n’ano dinn;

13 na Hana rekasa n’akoma mu, na n’ano nko na ɔbesebese, na ne nne deɛ, wɔnte. Enti Eli buu no sɛ ɔsabofoɔ.

14 Ɛnna Eli ka kyerɛɛ no sɛ: Da bɛn na wobɛboro nsa akɔsie? Yi wo nsanom firi w’ani so.

15 Na Hana buaa sɛ: Dabi, me wura, meyɛ ɔbaa werɛhoni; na bobesa ne nsa biara deɛ, mennom bi, na mahwie me kra magu AWURADE anim;

16 mfa w’abaawa nto ɔbaa huhuni bi ho, ɛfiri sɛ m’awerɛhoɔ ne m’ayamgya dodoɔ mu na makasa abɛsi sɛsɛɛ yi.

17 Ɛnna Eli buaa sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ, na Israel Nyankopɔn mma wo adeɛ a wosrɛɛ no ne hɔ no.

18 Na ɔkaa sɛ: Ma w’afenaa nnya w’anim adom. Ɛnna ɔbaa no sii mu kɔ kɔdidiiɛ, na n’anim nte sɛ kane no bio.

19 Na wɔsɔree anɔpatutu kɔsɔree AWURADE anim, na wɔsane baa wɔn fie Rama. Na Elkana ne ne yere Hana daeɛ, na AWURADE kaee no;

20 na afe reduro no, na Hana anyinsɛn awo ɔbabarima, na ɔtoo no din Samuel,na ɔkaa sɛ: AWURADE hɔ na mesrɛɛ no.

21 Na ɔbarima Elkana ne ne fiefoɔ nyinaa foro kɔɔ sɛ ɔrekɔbɔ afirinhyia afɔdeɛ de n’aboadeɛ akɔma AWURADE.

22 Na Hana deɛ, wankɔ, na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Gye sɛ abɔfra no atwa nufoɔ ansa na mede no akɔ, na wakɔpue AWURADE anim, na watena hɔ daa.

23 Na ne kunu Elkana ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so, tena hɔ kɔsi sɛ wobɛtwa no nufoɔ ansa; AWURADE asɛm ara na ɔmma no nnyina. Na ɔbaa no tenaa hɔ maa ne ba nufoɔ de kɔsii sɛ ɔtwaa no.

24 Na ɔtwaa no no, ɔfaa no kaa ne ho de nantwinini a wadi mfeɛ mmiɛnsa ne esiam efa baako ne bobesa kotokuo ma de no baa AWURADE fie Silo. Na abɔfra no sua.

25 Na wɔkum nantwinini no, na wɔde abɔfra no brɛɛ Eli.

26 Na ɔkaa sɛ: O me wura, sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura, mene ɔbaa a ɔbɛgyinaa wo nkyɛn ha yi bɔɔ AWURADE mpaeɛ no.

27 Abɔfra yi ho mpaeɛ na mebɔeɛ, na AWURADE ama me adeɛ a mesrɛɛ no ne hɔ no.

28 Enti me deɛ, mede no mafɛm AWURADE; ne nna a ɔbɛtena aseɛ nyinaa mede no mama AWURADE. Na ɔsɔree AWURADE wɔ hɔ.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 2

Hana ayeyie dwom

1 Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ:

M’akoma di AWURADE mu ahurisie,

AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ;

M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so,

ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu.

2 Obiara nyɛ Kronkron sɛ AWURADE,

na obiara nni w’akyi,

na Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.

3 Monnkasa ahantan kasa bebree saa,

mommma asɛm denden mmfiri mo anomu,

na AWURADE ne Onyankopɔn a ɔhunu adeɛ nyinaa,

na ɔno na ɔkari nneyɛɛ.

4 Ahoɔdenfoɔ tadua bubu,

na mmerɛfoɔ deɛ, wɔde ahoɔden bɔ wɔn ho so;

5 Wɔn a wɔmee kɔdi aduane ho paa,

na pititɔfoɔ kɔm gu;

Obonini mpo awo nson,

na deɛ ɔwɔ mma bebree no yɛ ɔhokwafoɔ.

6 AWURADE na ɔkum, na ɔma nkwa;

ɔma wɔsiane kɔ Asamando, na ɔma wɔforo firi adi.

7 AWURADE ma obi di hia, na ɔma obi di yie;

ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so.

8 Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu,

na ɔma ohiani so firi sumina so,

sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu,

na wama no anya animuonyam adwa so atena.

Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea,

na ɔde wiase asi so.

9 Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so,

na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu;

na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim.

10 AWURADE atamfoɔ bɛwie pasaa,

na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so.

AWURADE bɛbu asase ano atɛn;

ɔde ahoɔden bɛma ne hene,

na wama deɛ wasra no ngo no abɛn so.

Samuel wɔ AWURADE fie

11 Na Elkana kɔɔ ne fie Rama; na abɔfra no som AWURADE, Ɔsɔfoɔ Eli anim.

12 Na Eli mma no yɛ mma ahuhufoɔ; wɔmmu AWURADE.

13 Na asɔfoɔ adeɛ a wɔyɛ ɔman no ne sɛ: Sɛ obi rebɔ afɔdeɛ a, wɔrenoa nam no, na ɔsɔfoɔ no somfoɔ aba, na ɔkura adinam a ano mmiɛnsa,

14 na ɔde abɛbɔ dadesɛn anaa ahina anaa ɛkyeɛ dadeɛ anaa kukuo no mu, na deɛ adinam no de bɛba nyinaa na ɔsɔfoɔ no afa; saa ara na na wɔyɛ Israelfoɔ a wɔba Silo hɔ nyinaa.

15 Nso wɔnnya nhyee sradeɛ no mmaa AWURADE no, na ɔsɔfoɔ no somfoɔ abɛka akyerɛ deɛ ɔrebɔ afɔdeɛ no sɛ: Ma nam na wɔnkɔtoto mma ɔsɔfoɔ; na ɔnnye wo hɔ nam a wɔanoa, na mmom ɛnam mono.

16 Na sɛ ɔka sɛ: Ma wɔnhye sradeɛ no nwie ansa na woafa dodoɔ biara a wopɛ a, ɔsomfoɔ no ka sɛ: Dabi, na ma me bi prɛko, anyɛ saa a, mɛfa no ɔhyɛ so.

17 Enti mmeranteɛ no bɔne yɛɛ kɛse, AWURADE anim, ɛfiri sɛ nnipa no buu AWURADE aduane afɔdeɛ no animtia.

18 Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu.

19 Na ne na pam batakari kumaa bi ma no, na ɔde kɔma no daa afe a ɔne ne kunu rekɔbɔ daa afe afɔdeɛ no.

20 Na Eli hyira Elkana ne ne yere sɛ: AWURADE mma w’asefoɔ mfiri ɔbaa yi mu nsi akyɛdeɛ a ɔde ama AWURADE yi ananmu. Afei, wɔsim kɔ wɔn kurom.

21 Na AWURADE bɛhwɛɛ Hana, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo mmammarima baasa ne mmammaa baanu. Na abɔfra Samuel no nyinii AWURADE anim.

Eli mma no

22 Afei na Eli abɔ akora, na ɔtee adeɛ a na ne mma de yɛ Israel nyinaa no nyinaa ne sɛdeɛ wɔne mmaa a na wɔbɛyɛ ahyiaeɛ ntomadan ano adwuma no da.

23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na modi saa nsɛm yi? Na mete mo nsɛmmɔne yi firi ɔman yi nyinaa anomu.

24 Dabi, me mma, na ɛnyɛ atenka pa na meteɛ yi; moma AWURADE man no fom.

25 Sɛ obi yɛ onipa bi bɔne a, Onyankopɔn bɛpata ama no; na sɛ obi yɛ AWURADE bɔne a, hwan na ɔbɛpa kyɛw ama no? Nanso wɔantie wɔn agya nne, ɛfiri sɛ na AWURADE repɛ aku wɔn.

26 Na abɔfra Samuel no kɔɔ so ara nyiniiɛ, na ɔnyaa anisɔ, AWURADE ne nnipa anim.

27 Na Nyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnyɛ me ho adi na meyi mekyerɛɛ w’agya fie berɛ a wɔwɔ Misraim, Farao fie no,

28 na meyii no Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔmmɛdi me sɔfoɔ na ɔmmɔ m’afɔrebukyia so ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔnhye aduhwam na ɔnhyɛ asɔfotadeɛ no m’anim, na mede Israelfoɔ gya afɔdeɛ nyinaa memaa w’agya fie.

29 Adɛn nti na motiatia me kum afɔdeɛ ne m’aduane afɔdeɛ a mahyɛ sɛ wɔmmɔ no me tenabea no soɔ, na wodi wo mma ni sene me, sɛ mode me man Israel ayɛyɛdeɛ nyinaa mu adeɛ a ɛdi kan yɛ mo ho yie?

30 Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka nie: Mekae ampa sɛ: Wo fie ne w’agya fie nnante m’anim daa; nanso afei, deɛ AWURADE seɛ nie: Ɛmpare me koraa; na wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni, na wɔn a wɔbu me animtia no bɛbɔ ahohora.

31 Hwɛ, nna bi reba a mɛtwa wo basa ne w’agya fie basa, na akɔkoraa bi renka wo fie.

32 Na sɛ wohunu yie a Onyankopɔn bɛyɛ Israel no nyinaa a, ɛbɛma wo ho ahiahia wo wɔ me tenabea hɔ, ɛfiri sɛ akɔkoraa bi renka wo fie da biara da.

33 Nanso meremma onipa mmɔ wo m’afɔrebukyia ho, na wama w’ani ayɛ siamoo na wahyɛ wo kra awerɛhoɔ; na wo fie dodoɔ bɛwuwu wɔn mmeranteberɛ mu.

34 Na yei nyɛ wo deɛ ɛbɛba wo mma baanu, Hofni ne Pinehas, soɔ no ho nsɛnkyerɛnneɛ: Da koro na wɔn baanu no bɛwuwuo.

35 Na mɛma ɔsɔfoɔ nokwafoɔ so mafa, ɔbɛyɛ deɛ ɛwɔ m’akoma ne me kra mu, na mɛkyekyere efie a ɛtim hɔ mama no, na wanante deɛ masra no no anim nna nyinaa.

36 Na deɛ ɔbɛka wo fie no bɛba abɛkoto no agye dwetɛbena ne paanoo mua, na waka sɛ: Mesrɛ wo, fa me hyɛ asɔfoɔ adwuma no baako bi mu, na manya paanoo sini madi.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 3

AWURADE yi ne ho adi kyerɛ Samuel

1 Na abɔfra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛ na nna no mu, na anisoadehunu ntaa mma.

2 Na ɛberɛ no mu, ɛbaa sɛ da bi a Eli da ne daberɛ no, — nso na n’ani afiri aseɛ ayɛ kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie, —

3 na Nyankopɔn kanea no nnya nnumiiɛ, na Samuel da AWURADE asɔredan mu, deɛ Nyankopɔn adaka no sie hɔ;

4 AWURADE frɛɛ Samuel, Samuel na ɔkaa sɛ: Menie.

5 Na ɔtuu mmirika kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Na Eli kaa sɛ: Memfrɛɛ wo, sane kɔda. Na ɔkɔdae.

6 Na AWURADE frɛɛ no bio, Samuel; na Samuel sɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Na Eli se: Memfrɛɛ wo, me ba, sane kɔda.

7 Nso na Samuel nnya nhunuu AWURADE, na wɔnnya nyii AWURADE asɛm nkyerɛɛ no.

8 Na AWURADE kɔɔ so frɛɛ Samuel deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa; na ɔsɔre kɔɔ Eli nkyɛn kɔkaa sɛ: Menie, na wofrɛɛ me. Ɛnna Eli hunuu sɛ AWURADE na ɔrefrɛ abɔfra no,

9 enti Eli ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Kɔda, na sɛ ɔfrɛ wo a, ka sɛ: AWURADE, kasa na w’akoa retie. Na Samuel kɔ kɔdaa ne daberɛ.

10 Na AWURADE ba bɛgyinaa hɔ frɛɛ sɛ kane no sɛ: Samuel, Samuel! Ɛnna Samuel se: Kasa, na w’akoa retie.

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwɛ, merebɛyɛ biribi Israel mu a obiara a ɔbɛteɛ no aso mmienu mu bɛyɛ no kyeoo.

12 Da no, na mɛma adeɛ a maka atia Eli fie nyinaa aba mu firi mfitiaseɛ de kɔsi awieeɛ.

13 Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fie atɛn akɔsi daa, amumuyɛ no nti, ɛfiri sɛ ɔnim sɛ ne mma retwetwe mmusuo, na wanka wɔn anim.

14 Na enti maka ntam afa Eli fie ho sɛ: Sɛ wɔde okum afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ pata ma Eli fie mpo a, ɛrempepa wɔn amumuyɛ da biara da.

15 Na Samuel da kɔduruu anɔpa, na ɔhinihinii AWURADE fie apono no. Na Samuel suroo sɛ ɔbɛka adeɛ a ɔhunuiɛ no akyerɛ Eli.

16 Ɛnna Eli frɛɛ Samuel sɛ: Me ba Samuel. Na ɔkaa sɛ: Menie.

17 Na ɔkaa sɛ: Asɛm bɛn na ɔka kyerɛɛ woɔ no? Nsi me asɛm no so. Sɛ wosi me asɛm a ɔka kyerɛɛ woɔ no nyinaa bi so a, Onyankopɔn ntua wo ka, na ɔmfa bi nka ho!

18 Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansi no bi so. Na ɔse: Ɛyɛ AWURADE, deɛ ɛyɛ n’ani soɔ no, ɔnyɛ.

19 Na Samuel nyinii, na AWURADE dii n’akyi, na asɛm biara a Samuel kaeɛ no baa mu.

20 Na Israel nyinaa, ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba hunuu sɛ wɔde Samuel asi hɔ sɛ ɔnyɛ AWURADE diyifoɔ.

21 Na AWURADE kɔɔ so yii ne ho adi Silo; na AWURADE nam AWURADE asɛm so yii ne ho kyerɛɛ Samuel wɔ Silo.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 4

Israelfoɔ di nkoguo

1 Na Samuel asɛm duruu Israel nyinaa nkyɛn. Na Israel tu kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ ne wɔn akɔko; na wɔkɔkyeree nsraban Eben-eser, na Filistifoɔ nso bɛkyeree nsraban Afek.

2 Na Filistifoɔ no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛe, na Israel dii nkoguo Filistifoɔ no anim, na wɔkumm mpasua no so nnipa bɛyɛ mpemnan.

3 Na ɔman no baa nsraban no mu no, Israel mpanin kaa sɛ: Adɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkoguo nnɛ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ nsam.

4 Ɛnna ɔman no soma maa wɔkɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no baeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Nyankopɔn apam adaka no ho.

5 Na AWURADE apam adaka no duruu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ maa asase wosoe.

6 Na Filistifoɔ tee osebɔ no, wɔkaa sɛ: Hebrifoɔ nsram osebɔ kɛseɛ yi aseɛ ne sɛn? Na wɔtee sɛ AWURADE adaka no aba nsraban no mu.

7 Ɛnna Filistifoɔ no suroeɛ, ɛnna wɔse: Onyankopɔn aba nsraban no mu. Na wɔkaa sɛ: Buei, yɛnnue! Na ɛmmaa saa pɛn.

8 Buei, yɛnnue! Hwan na ɔbɛyi yɛn afiri anyame atumfoɔ yi nsam? Yeinom ne anyame a wɔde haw nyinaa haa Misraim ɛserɛ so no.

9 Mo Filistifoɔ, monyɛ den, na monyɛ mmarima, na moansom Hebrifoɔ sɛdeɛ wɔsom mo no; enti monyɛ mmarima na monko.

10 Na Filistifoɔ no koeɛ, na Israel dii nkoguo, na wɔn nyinaa dwanedwane kɔɔ wɔn ntomadan mu. Na ɛyɛɛ okunkɛseɛ sɛ, na Israel mu nnipa a wɔnam anammɔn mu mpem aduasa totɔeɛ.

11 Na Nyankopɔn adaka no, wɔfaeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso totɔeɛ.

12 Na Benyaminni bi firi mpasua no mu tutuu mmirika baa Silo da no ara, na n’atadeɛ asunsuane, na dɔteɛ gu n’atifi.

13 Na ɔduruiɛ no, na hwɛ, Eli te n’adwa so kwankyɛn rehwɛ kwan; na Nyankopɔn adaka no nti na ne bo ntɔ ne yam. Na ɔbarima no ba bɛkae, na kuro mu no nyinaa sui.

14 Na Eli tee esu no, ɔkaa sɛ: Hooyɛ gyegyeegye yi aseɛ ne sɛn? Na ɔbarima no yɛɛ ntɛm bɛka kyerɛɛ Eli.

15 Nso na Eli adi mfeɛ aduɔkron nwɔtwe, na n’ani so ayɛ wisiwisi, na ɔnhunu adeɛ yie.

16 Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Eli sɛ: Mene deɛ ɔfiri mpasua mu baeɛ no. Ɛnnɛ na mefiri mpasua no mu medwaneeɛ. Na ɔse: Asɛm no te sɛn, me ba?

17 Na ɔbɔfoɔ no buaa sɛ: Israel adwane Filistifoɔ anim, na wɔakum ɔman no mu nnipa pii nso, na wo mma baanu no, Hofni ne Pinehas, nso atotɔ, na Nyankopɔn adaka no, wɔafa.

18 Na ɛbaa sɛ, ɔbɔɔ Nyankopɔn adaka no din no, Eli firi n’adwa so muni faa n’akyi hwee ɛpono kɛseɛ no ho, na ne kɔn mu bui, na ɔwui, ɛfiri sɛ na ɔyɛ akɔkoraa a ne mu yɛ duru. Na wabu Israel atɛn mfeɛ aduanan.

19 Na n’ase, Pinehas yere, anyinsɛn a n’awoɔ reyɛ adu. Na ɔtee nsɛm no sɛ wɔafa Nyankopɔn adaka, na n’ase ne ne kunu awuwuo no, ɔkoto woe, na n’awoko yea kutaa no.

20 Na ɔrewu no, mmaa a wɔgyinagyina ne nkyɛn no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na ɔbarima na woawoɔ yi. Nanso wammua, na wammu asɛm no.

21 Na ɔtoo abɔfra no din Ikabod,na ɔkaa sɛ: Fa a wɔafa Nyankopɔn adaka no ne n’ase ne ne kunu nti, animuonyam afiri Israel kɔ.

22 Enti na ɔse: Animuonyam no afiri Israel so, ɛfiri sɛ wɔafa Nyankopɔn adaka no.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 5

Nyankopɔn adaka no si Dagon fie

1 Ɛberɛ a Filistifoɔ no faa Nyankopɔn adaka no, wɔde firi Eben-eser kɔɔ Asdod.

2 Na Filistifoɔ no de Nyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fie, na wɔde kɔsii Dagon nkyɛn.

3 Na adeɛ kyeeɛ no, Asdodfoɔ sɔree anɔpatutu, na hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.

4 Na adeɛ kyeeɛ a wɔsɔree anɔpatutu no, na hwɛ, Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim, na Dagon tiri ne ne nsa mmienu abubu gugu aponnwa aseɛ deɛ no so, na Dagon kuntusini nko na aka.

5 Yei nti na Dagon asɔfoɔ ne wɔn a wɔba Dagon fie nyinaa ntia aponnwa aseɛ deɛ no so wɔ Asdod de bɛsi nnɛ.

6 Na AWURADE nsa yɛɛ duru Asdodfoɔ so, na ɔsɛee wɔn, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurowa.

7 Na nnipa a wɔtete Asdod no hunuu sɛ ɛte saa no, wɔkaa sɛ: Mommma Israel Nyankopɔn adaka no nntena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ ne nsa yɛ yɛn ne yɛn nyame Dagon so den papa.

8 Na wɔsoma maa wɔkɔhyiahyiaa Filistifoɔ asafohene nyinaa baa wɔn nkyɛn kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no? Na wɔse: Wɔnsoa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat. Na wɔsoaa Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.

9 Na wɔsoa kɔeɛ no, AWURADE nsa baa kuro no so, ebumbɔ kɛseɛ pa ara, na ɔbobɔɔ kuro no mufoɔ nketewa ne akɛseɛ nyinaa na mpɔmpɔ sisii wɔn.

10 Na wɔmaa wɔde Nyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron. Na wɔde Nyankopɔn adaka no duruu Ekron no, Ekronfoɔ no teaa mu sɛ: Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebɛku yɛn ne yɛn man!

11 Na wɔsoma maa wɔkɔhyiahyiaa Filistifoɔ asafohene nyinaa boaa ano, na wɔkaa sɛ: Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn adaka no nsane nkɔ ne siberɛ, na ankuku yɛn ne yɛn man. Na owuo anikrakra baa kuro no mu nyinaa, na Nyankopɔn nsa yɛɛ duru wɔ wɔn so wɔ hɔ.

12 Na nnipa a wɔanwuo no, mpɔmpɔ sisii wɔn, na kuro no mufoɔ su a wɔsuiɛ no foro kɔɔ soro.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 6

Wɔde Nyankopɔn adaka no sane brɛ Israelfoɔ

1 AWURADE adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson.

2 Ɛnna Filistifoɔ frɛfrɛɛ asɔfoɔ ne akɔmfoɔ sɛ: Yɛnyɛ AWURADE adaka yi dɛn? Monkyerɛ yɛn adekodeɛ a yɛmfa nka ho nkɔ ne siberɛ.

3 Na wɔkaa sɛ: Sɛ morema wɔde Israel Nyankopɔn adaka no akɔ a, mommma wɔmmfa no hunu nnkɔ, na mmom momfa asodie afɔdeɛ nka ho nkɔ. Ɛno ansa na wɔbɛsa mo yadeɛ, na mobɛhunu deɛ enti a ne nsa mfiri mo soɔ yi.

4 Na wɔkaa sɛ: Asodie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa mma? Na wɔse: Momfa sika na wɔnyɛ no sɛ mpɔmpɔ nnum ne sika nkura nnum, sɛdeɛ Filistifoɔ asafohene ano sie, ɛfiri sɛ ɔhaw koro no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo asafohene soɔ.

5 Enti monyɛ mo mpɔmpɔ no nsɛsoɔ ne mo nkura a wɔsɛe mo asase no nsɛsoɔ, na momfa animuonyam mma Israel Nyankopɔn: Ebia ne nsa bɛyɛ hare afiri mo ne mo anyame ne mo asase so.

6 Na adɛn nti na moyɛ mo akoma denden sɛdeɛ Misraimfoɔ ne Farao yɛɛ wɔn akoma denden no? Ɛnyɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔn adeɛ wieeɛ no ansa na wɔregya wɔn kwan ama wɔakorɔ?

7 Na afei monyɛ teaseɛnam foforɔ, na momfa anantwibereɛ mmienu a wɔma nufoɔ a kɔnnua nkɔɔ wɔn so da, na momfa anantwie no nsesa teaseɛnam no, na montete wɔn mma mfiri wɔn ho nkɔ fie;

8 na momfa AWURADE adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika nnwinneɛ a mode rekɔyɛ asodie afɔdeɛ ama no no ngu adakawa mu mfa nsi nkyɛn, na monnya no kwan na ɛnkɔ.

9 Na monhwɛ, sɛ ɛfa ɛno ara ne hyeɛ so kwan foro kɔ Bet-semes a, ɛnneɛ na ɔno na ɔyɛ yɛn bɔne kɛseɛ yi; na sɛ anyɛ saa a, na yɛahunu sɛ ɛnyɛ ɔno na ne nsa ha yɛn, na asiane bi na asiane yɛn.

10 Na nnipa no yɛɛ saa, na wɔfaa anantwie mmienu a wɔma nufoɔ de wɔn sesaa teaseɛnam no, na wɔtoo wɔn mma mu wɔ efie;

11 na wɔde AWURADE adaka no sii teaseɛnam no so, na wɔde adakawa a sika nkura ne wɔn mpɔmpɔ nsɛsoɔ no wɔ mu no kaa ho.

12 Na anantwie no faa kwan tee kɔɔ Bet-semes kwan so; wɔnam ɔtempɔn koro so, na wɔrekorɔ no na wɔresu, na wɔammane ankɔ nifa anaa benkum; na Filistifoɔ asafohene no dii wɔn akyi kɔduruu Bet-semes hyeɛ so.

13 Nso na Bet-semesfoɔ retwa wɔn ayuo bonhwa mu; na wɔmemaa wɔn ani so hunuu adaka no, na ne hunu no yɛɛ wɔn anigyeɛ.

14 Na teaseɛnam no duruu Bet-semesni Yosua afuo mu na ɛgyinaa hɔ; nso na ɔbo kɛseɛ bi wɔ hɔ; na wɔpaepaee teaseɛnam no nnua, na wɔde anantwie no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE.

15 Na Lewifoɔ no yii AWURADE adaka no ne adakawa a ɛka ho a sika nnwinneɛ no wɔ mu no sisii ɔbo kɛseɛ no so; na Bet-semesfoɔ no bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔkunkum okum afɔdeɛ da no ara maa AWURADE.

16 Na Filistifoɔ asafohene baanum no hunuiɛ no, wɔsane kɔɔ Ekron da no ara.

17 Na yeinom ne sika mpɔmpɔ a Filistifoɔ de yɛɛ asodie afɔdeɛ de brɛɛ AWURADE no: Asdod deɛ baako, Gasa deɛ baako, Askelon deɛ baako, Gat deɛ baako, Ekron deɛ baako;

18 ne sika nkura no, sɛdeɛ Filistifoɔ nkuro a ɛyɛ asafohene baanum no deɛ ano sie no, ɛfiri nkuro a wɔatoto ho afasuo soɔ de kɔsi petee mu nkuraa so. Na adanseɛ ne ɔbo kɛseɛ a wɔde AWURADE adaka no sii soɔ no, na ɛwɔ Bet-semesni Yosua afuo mu bɛduru nnɛ da yi.

19 Na ɔkumm Bet-semesfoɔ no mu bi sɛ wɔahwɛ AWURADE adaka no mu, na ɔkumm ɔman no mu nnipa aduɔson ne nnipa mpem aduonum. Na ɔman no dii abooboo sɛ AWURADE de ekum kɛseɛ akum ɔman no mu nnipa bie.

20 Na Bet-semesfoɔ no kaa sɛ: Hwan na ɔbɛtumi agyina AWURADE, Onyankopɔn kronkronni yi anim, na hwan nkyɛn na ɔmfiri yɛn nkyɛn nkorɔ?

21 Na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Kiriat-yearimfoɔ nkyɛn sɛ: Filistifoɔ de AWURADE adaka no aba, na mommɛfa nkɔ mo nkyɛn.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 7

1 Na Kiriat-yearimfoɔ ba bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fie, kokoɔ no so, na wɔdwiraa ne ba Eleasa sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so.

Israelfoɔ ahonu wɔ Mispa

2 Na adaka no baa Kiriat-yearim no, ɛkyɛree wɔ hɔ; ɛdii mfirinhyia aduonu. Na Israel fie nyinaa dii abooboo hwehwɛɛ AWURADE akyiri kwan.

3 Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fie nyinaa sɛ: Sɛ mode mo akoma nyinaa resane aba AWURADE nkyɛn a, ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame ne Astarot no mfiri mo mu, na monsiesie mo akoma mma AWURADE, na monsom ɔno nko ara, na ɔbɛyi mo Filistifoɔ nsam.

4 Ɛnna Israelfoɔ no yii Baalim ne Astarot, na wɔsomm AWURADE nko ara.

5 Na Samuel kaa sɛ: Monhyia Israel nyinaa mmra Mispa, na memmɔ AWURADE mpaeɛ memma mo.

6 Na wɔbɛhyiaa wɔ Mispa, na wɔsaa nsuo hwie guu AWURADE anim, na wɔdii abuada da no, na wɔkaa no ɛhɔ sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne. Na Samuel buu Israelfoɔ atɛn Mispa.

7 Na Filistifoɔ tee sɛ Israelfoɔ akɔhyia Mispa no, Filistifoɔ asafohene foro baa Israel so. Na Israelfoɔ teeɛ no, wɔsuroo Filistifoɔ no.

8 Na Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nnyae osu a woresu afrɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛn no, na ɔnnye yɛn mfiri Filistifoɔ nsam.

9 Na Samuel faa odwanten ba a ɔnum de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu maa AWURADE; na Samuel su frɛɛ AWURADE maa Israel, na AWURADE gyee no so.

10 Na Samuel rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, Filistifoɔ no twe pinii sɛ wɔne Israel rebɛko, na AWURADE paepaee aprannaa akɛseɛ guu Filistifoɔ no so da no, na ɔkaa wɔn gui maa wɔtotɔe Israel anim.

11 Na Israel mmarima firii adi firii Mispa kɔpamm Filistifoɔ no, na wɔkunkumm wɔn ara kɔsii Bet-kar ase.

12 Ɛnna Samuel faa ɔboɔ baako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Eben-eserkaa sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abɛsie.

13 Na wɔbrɛɛ Filistifoɔ no ase, na wɔankɔ so amma Israel hyeɛ mu bio; na AWURADE nsa daa Filistifoɔ so Samuel nna nyinaa mu.

14 Na wɔdanee nkuro a Filistifoɔ agye no Israel nsam no maa Israel, ɛfiri Ekron kɔsi Gat, na ɛho asase nso, Israel gyee Filistifoɔ nsam. Na asomdwoeɛ baa Israelfoɔ ne Amorifoɔ ntam.

Samuel atemmuo adwuma

15 Na Samuel buu Israel atɛn ne nkwa nna nyinaa.

16 Na afe afe biara na ɔkyini kɔ Betel ne Gilgal ne Mispa, na ɔbu Israel nyinaa atɛn nkuro yi nyinaa mu.

17 Na ɔsane ba Rama, na ɛhɔ na na ne fie wɔ, na ɔbu Israel atɛn hɔ; na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 8

1 Na ɛberɛ a Samuel bɔɔ akora no, ɔde ne mma sisii Israel so atemmufoɔ.

2 Na n’abakan din de Yoel, na deɛ ɔka ho no de Abiya; wɔyɛɛ atemmufoɔ wɔ Beer-seba.

3 Nanso ne mma amfa n’akwan so, na wɔmane kɔdii mfasoɔ akyi, na wɔgyegyee adanmudeɛ, na wɔbubuu ntɛnkyea.

Israelfoɔ hwehwɛ ɔhene

4 Ɛnna Israel mpanimfoɔ nyinaa hyia baa Samuel nkyɛn wɔ Rama

5 bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na ɔnni yɛn so te sɛ amanaman nyinaa.

6 Na asɛm no ansɔ Samuel ani sɛ wɔkaa sɛ: Ma yɛn ɔhene na ɔnni yɛn so no. Na Samuel bɔɔ AWURADE mpaeɛ.

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie deɛ ɔman no seɛ ne deɛ wɔka kyerɛ woɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo woɔ, na me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so hene.

8 Wɔn nneyɛɛ a wɔayɛ nyinaa firi da a meyii wɔn Misraim baeɛ de bɛduru nnɛ yi de agyaa me akɔsom anyame foforɔ no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi.

9 Enti, afei tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, na kyerɛ wɔn ɔhene a ɔbɛdi wɔn soɔ no atemmudeɛ.

10 Na Samuel kaa AWURADE nsɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no a wɔbisaa ne hɔ ɔhene no.

11 Na ɔkaa sɛ: Yei ne ɔhene a ɔbɛdi mo soɔ no atemmudeɛ: Ɔbɛfa mo mmammarima de wɔn akɔ ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ mu, na wama wɔatu mmirika adi ne nteaseɛnam anim sɛ awɛmfoɔ,

12 na ɔde wɔn asisi mpempem so asafohene ne aduonum so asafohene afa, na wama wɔadɔ n’asase na wɔatwa ne nnɔbaeɛ, na wɔayɛ n’akodeɛ ne ne nteaseɛnam ho adeɛ.

13 Na ɔbɛfa mo mmammaa ayɛ adufrafoɔ ne soodofoɔ ne paanootofoɔ.

14 Na ɔbɛfa mo mfuo ne mo bobe nturo mu deɛ ɛyɛ de ama ne nkoa.

15 Na ɔbɛgye mo ayufuo ne bobe nturo mu aba mu ntotosoɔ du du de ama gyaasefoɔ ne ne nkoa.

16 Na ɔbɛfa mo nkoa ne mo mfenaa, ne mo mmeranteɛ a wɔn ho tua wɔn ho, ne mo mfunumu de ayɛ n’adwuma.

17 Ɔbɛgye mo nnwan mu ntotosoɔ du du. Na mobɛyɛ ne nkoa.

18 Na da no, mo hene a moayi no adi mo soɔ no nti mobɛsu afrɛ, nanso AWURADE remmua mo da no.

19 Na ɔman no ampene sɛ wɔtie Samuel, na wɔkaa sɛ: Dabi, na ɔhene ara na ɔnni yɛn soɔ,

20 na yɛn nso yɛnyɛ sɛ amanaman nyinaa, na yɛn hene no mmu yɛn atɛn, na ɔmfiri adi nni yɛn anim nni ako mma yɛn.

21 Na Samuel tee ɔman no nsɛm nyinaa no, ɔka guu AWURADE aso mu.

22 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie wɔn, na si hene ma wɔn. Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ: Monkɔ mo nkuro mu.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 9

AWURADE yi Saulo

1 Na Benyaminni bi wɔ hɔ a ne din de Kis a ɔyɛ Benyamin aseni, Afia ba, Bekorat ba, Seror ba, Abiel ba, ɔbarima a ɔyɛ ɔdefoɔ.

2 Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saulo, aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ. Na Israelfoɔ mu biara nsene no ahoɔfɛ. Ɛfiri ne mmatiri so rekorɔ no, ɔware sene obiara, ɔman no mu.

3 Na Saulo agya Kis mfunumu yerae. Na Kis ka kyerɛɛ ne ba Saulo sɛ: Fa asomfoɔ no mu baako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfunumu no.

4 Na wɔkɔfaa Efraim bepɔ so, na wɔfaa Salisa asase so, nanso wɔanhu wɔn; na wɔfaa Saalim asase so, nanso na wɔnni hɔ; na wɔfaa Benyamin asase so, nanso wɔanhu wɔn.

5 Na wɔduruu Suf asase soɔ no, Saulo ka kyerɛɛ abɔfra a ɔka ne ho no sɛ: Bra ma yɛnsane nkɔ, na m’agya annyae mfunumu no deɛ ammɛdi yɛn ho dadwene.

6 Nanso ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn nipa bi wɔ kuro yi mu, na ɔyɛ onipa a n’anim yɛ nyam, deɛ ɔka nyinaa ba mu. Ma yɛnkɔ hɔ, ebia ɔbɛka yɛn ɔkwan a yɛrekorɔ yi ho asɛm bi akyerɛ yɛn.

7 Na Saulo bisaa ne somfoɔ no sɛ: Hwɛ, yɛkɔ a, ɛdeɛn na yɛde bɛkɔ akɔma ɔbarima no? Na paanoo asa wɔ yɛn adeɛ mu, na ayɛyɛdeɛ biara nni hɔ a yɛde rekɔma Nyankopɔn nipa no; ɛdeɛn na yɛwɔ?

8 Na abɔfra no buaa Saulo bio sɛ: Hwɛ, mekura dwetɛ dwetɛbena abupɛn nnan mu baako, na mede bɛma Nyankopɔn nipa no, na wakyerɛ yɛn yɛn kwan.

9 (Akane no, Israel, sɛ obi rekɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehunufoɔ no nkyɛn; na deɛ nnɛ wɔfrɛ no odiyifoɔ no, akane no na wɔfrɛ no ɔdehunufoɔ).

10 Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Ɔsɛmpa, bra ma yɛnkɔ. Na wɔkɔɔ kuro a Nyankopɔn nipa no wɔ mu no mu.

11 Na wɔreforo kuro no aforoeɛ no, wɔhunuu mmabaa a wɔrefiri abɛsa nsuo. Na wɔbisaa mmabaa no sɛ: Ɔdehunufoɔ no wɔ hɔ anaa?

12 Na wɔbuaa wɔn sɛ: Ɔwɔ hɔ, hwɛ, ɔwɔ w’anim ha yi ara. Yɛ ntɛm, na ɛnnɛ waba kuro no mu, na ɔman no bɔ afɔdeɛ nnɛ, sorɔnsorɔnbea hɔ.

13 Moduru kuro no mu ara pɛ a, mobɛhu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔnbea hɔ akɔdidi; ɛfiri sɛ ɔman no nnidi kɔsi sɛ ɔbɛba, na ɔno na ɔhyira afɔdeɛ no soɔ ansa na wɔn a wɔahyia wɔn no adidi. Enti momforo nkɔ, na berɛ yi ara na mobɛhu no.

14 Na wɔforo kɔɔ kuro no mu. Wɔduruu kuro no mu no, hwɛ, na Samuel refiri adi abɛhyia wɔn aforo akɔ sorɔnsorɔnbea hɔ.

15 Nso na AWURADE ayi Samuel asotire da koro ansa na Saulo reba sɛ:

16 Ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu mɛsoma ɔbarima bi afiri Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo si no me man Israel so hene, na ɔnnye me man mfiri Filistifoɔ nsam; na mahunu me man, ɛfiri sɛ wɔn su aduru me nkyɛn.

17 Na Samuel hunuu Saulo no, AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, onipa a mesee wo sɛ ɔbɛdi me man soɔ no nie.

18 Na Saulo twe pinii Samuel kuro pono no ano kaa sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me deɛ ɔdehunufoɔ no fie wɔ.

19 Na Samuel buaa Saulo sɛ: Mene ɔdehunufoɔ no. Foro di m’anim kɔ sorɔnsorɔnbea hɔ, na mo ne me bɛdidi nnɛ, na adeɛ kye a, magya mo kwan; na mɛka wo deɛ ɛwɔ w’akomam nyinaa.

20 Na wo mfunumu a wɔyeraa nnansa ne nnɛ no deɛ, mfa w’adwene nto so, na wɔahu wɔn. Na hwan na Israel aboɔdenneɛ nyinaa wɔ no? Ɛnyɛ wo ne w’agya fie nyinaa dea anaa?

21 Na Saulo buaa sɛ: Ɛnyɛ Benyaminni ne me na memfiri Israel mmusuakuo mu ketewa no mu, na ɛnyɛ m’abusua ne Benyamin abusuakuo mu mmusua nyinaa mu ketewa anaa? Na adɛn nti na woka saa asɛm yi kyerɛ me?

22 Na Samuel faa Saulo ne ne somfoɔ no, na ɔde wɔn kɔɔ adidiiɛ, na ɔmaa wɔn atenaeɛ wɔ wɔn a wɔahyia wɔn no ti: Wɔbɛyɛ nnipa aduasa.

23 Na Samuel ka kyerɛɛ osoodoni no sɛ: Fa nankum a mesee wo sɛ fa sie no bra.

24 Na soodoni no kɔfaa ɔsrɛ ne deɛ ɛwɔ ho no de bɛsii Saulo anim; na Samuel kaa sɛ: Hwɛ, deɛ wɔagya nie; fa si w’anim di, ɛfiri sɛ wɔde asie ama wo berɛ a wo ne ɔman no bɛdidie.

Na Saulo ne Samuel didii da no.

25 Na wɔfiri sorɔnsorɔnbea hɔ siane baa kuro no mu, na ɔne Saulo kasaa ɛdan atifi.

26 Na wɔsɔree nhema; na adeɛ rekye no, Samuel frɛɛ Saulo ɛdan atifi sɛ: Sɔre na mennya wo kwan. Na Saulo sɔree, na wɔn baanu no, ɔno ne Samuel, firii adi.

27 Wɔsiane kɔduruu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Ka kyerɛ aberanteɛ no na ɔmmɛsene nni yɛn anim nkɔ, na ɔsene kɔ a; wo deɛ, gyina ha na menka wo nhyehyɛɛ a Onyankopɔn wɔ ma wo.

Categories
1 Samuel

1 Samuel 10

Samuel sra Saulo ngo si no hene

1 Ɛnna Samuel faa ngo toa hwie guu n’atifi, na ɔfee n’ano kaa sɛ: Ɛnyɛ sra na AWURADE asra wo asi n’agyapadeɛ so hene ne ɔman Israel so anaa? Na wobɛdi AWURADE nkurɔfoɔ so hene, na woagye wɔn afiri wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no nsam. Na yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wo sɛ AWURADE asi wo hene wɔ n’agyapadeɛ so.

2 Wofiri me nkyɛn nnɛ rekorɔ yi, wobɛto mmarima baanu wɔ Selsa, Rahel da so, Benyamin hyeɛ so, na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Mfunumu a wokɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn, na hwɛ, w’agya agyae mfunumu no ho dwene, na mo so na ne dadwen abɛsie sɛ: Menyɛ dɛn me ba yi ho?

3 Na wofiri hɔ kɔ w’anim, na woduru Tabor dupɔn no ho a, mmarima baasa a wɔrekɔ Nyankopɔn nkyɛn Betel bɛhyia wo hɔ, ɔbaako so mmirekyie mmiɛnsa, na ɔbaako so paanoo mua mmiɛnsa, na ɔbaako so bobesa ahina ma.

4 Na wɔbɛkyea wo, na wɔama wo paanoo mmienu na woagye wɔ wɔn nsam.

5 Ɛno akyiri no, wobɛduru Gibea-elohim,wɔ deɛ Filistifoɔ bansifoɔ wɔ no; na ɛbɛba sɛ woduru kuro no mu hɔ a, wobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane afiri sorɔnsorɔnbea hɔ, na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asankuo di wɔn anim; na wɔrehyɛ nkɔm.

6 Na AWURADE honhom bɛsi wo so, na wo ne wɔn ahyɛ nkɔm, na woadane ayɛ onipa foforɔ.

7 Na sɛ nsɛnkyerɛnneɛ yi ba mu ma wo a, yɛ deɛ wo nsa bɛso soɔ fa, na Onyankopɔn di w’akyi.

8 Na di m’anim siane kɔ Gilgal, na hwɛ, me nso meresiane maba wo nkyɛn mabɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Tena hɔ twɛn nnanson kɔsi sɛ mɛba wo nkyɛn mabɛkyerɛ wo deɛ yɛ.

9 Na ɔdanee ne ho sɛ ɔrefiri Samuel nkyɛn akorɔ no, Onyankopɔn maa no akoma foforɔ; na nsɛnkyerɛnneɛ yi nyinaa baa mu da no ara.

10 Na wɔduruu kokoɔ no so hɔ no, hwɛ, adiyifoɔ asafo bɛhyiaa no, na Nyankopɔn honhom bɛsii ne so, na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ wɔn mu.

11 Na wɔn a wɔni no kane no nyinaa hunuu no sɛ ɔrehyɛ nkɔm adiyifoɔ mu no, nkurɔfoɔ no sesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdeɛn ne deɛ ayɛ Kis ba no yi? Saulo nso fra adiyifoɔ no mu anaa?

12 Na obi a ɔfiri hɔnom buaa sɛ: Na wɔn kannifoɔ ne hwan? Enti ɛdanee abebusɛm sɛ: Saulo nso fra adiyifoɔ no mu anaa?

13 Na ɔwiee nkɔmhyɛ no, ɔbaa sorɔnsorɔnbea hɔ.

14 Na Saulo agya nua bisaa no ne somfoɔ no sɛ: Ɛhe na mokɔeɛ? Na ɔse: Yɛkɔhwehwɛɛ mfunumu no na yɛhunuu sɛ wɔnni hɔ no, yɛkɔɔ Samuel nkyɛn.

15 Na Saulo agya nua no kaa sɛ: Ka me deɛ Samuel ka kyerɛɛ mo no!

16 Na Saulo ka kyerɛɛ n’agya nua no sɛ: Ɔkaa no pefee kyerɛɛ yɛn sɛ wɔahunu mfunumu no. Na ahennie no ho asɛm a Samuel kaeɛ no deɛ, wanka ankyerɛ no.

17 Na Samuel hyiaa ɔman no baa AWURADE nkyɛn Mispa.

18 Na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me na meyii Israel firi Misraim baeɛ, na megyee mo Misraim nsam ne ahennie a ɛhyɛɛ mo soɔ nyinaa nsam.

19 Na mo deɛ, ɛnnɛ moapo mo Nyankopɔn a ɔne deɛ ɔgyee mo mo amaneɛ ne mo ahohia nyinaa mu no, na mose no sɛ: Dabi, na si yɛn so hene. Na afei mommɛgyina AWURADE anim sɛdeɛ mo mmusuakuo ne mo mpempem dodoɔ teɛ.

20 Na Samuel maa Israel mmusuakuo no nyinaa twe pinii, na wɔtwee ntoto maa ɛbɔɔ Benyamin abusuakuo.

21 Na ɔmaa Benyamin abusuakuo no pinkyɛe, sɛdeɛ ne mmusua no teɛ; na wɔtwee ntonto maa ɛbɔɔ Matri abusua, na ɛbɔɔ Kis ba Saulo. Nanso wɔhwehwɛɛ no no, wɔanhu no.

22 Na wɔkɔbisaa AWURADE bio sɛ: Onipa no bɛnya aba anaa? Na AWURADE se: Hwɛ, wakɔhunta nnoɔma no mu.

23 Na wɔtutuu mmirika kɔfaa no firii hɔ. Na ɔbɛgyinaa ɔman no mu no, na ɔware sene ɔman no nyinaa firi ne mmatiri so kɔ soro.

24 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Monhwɛ deɛ AWURADE ayi no, na obiara nte sɛ ɔno, ɔman yi nyinaa mu. Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose sɛ: Ɔhene tiri nkwa!

25 Ɛnna Samuel kaa ahennie no ho nhyehyɛɛ kyerɛɛ ɔman no, na ɔtwerɛ hyɛɛ nwoma mu de too AWURADE anim. Na Samuel gyaa ɔman no nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn afie.

26 Na Saulo nso kɔɔ ne fie Gibea, na ɛdɔm no mu akokoɔdurufoɔ binom a Onyankopɔn aka wɔn akoma no ne no kɔe.

27 Na nnipa hunu bi kaa sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wɔbuu no animtia, na wɔamfa ayɛyɛdeɛ ammrɛ no. Na ɔyɛɛ sɛ deɛ ɔnteɛ.