Categories
1 Mose

1 Mose 30

1 Ɛberɛ a Rahel hunuu sɛ ɔne Yakob nwo no, nʼani beree ne nuabaa no. Enti, ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Sɛ wo ne me anwo mma a, mɛwu!”

2 Yakob bo fuu Rahel, ma ɔkaa sɛ, “Meyɛ Onyankopɔn? Ɔno na wasi wo yafunu ano.”

3 Ɛnna Rahel ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mʼafenaa Bilha nie, wo ne no nkɔda, na ɔnwo mma me, na ɛnam ne so ama me nso manya abusua.”

4 Enti, Rahel de nʼafenaa Bilha maa Yakob wareeɛ. Yakob ne no daeɛ.

5 Ɔnyinsɛn, woo babarima maa Yakob.

6 Na Rahel kaa sɛ, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me. Wate mʼadesrɛ ama me ɔbabarima.” Ne saa enti, ɔtoo no edin Dan a asekyerɛ ne, “Onyankopɔn adi mʼasɛm ama me.”

7 Rahel afenaa Bilha nyinsɛnee bio, woo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob.

8 Na Rahel kaa sɛ, “Me ne me nua Lea adi yɛn ho aperedie na madi nkonim.” Ɛno enti, ɔtoo abɔfra no edin Naftali a asekyerɛ ne, “Mʼakodie.”

9 Ɛberɛ a Lea hunuu sɛ nʼawoɔ ate kɔ no, ɔno nso de nʼafenaa Silpa maa Yakob wareeɛ.

10 Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima maa Yakob.

11 Na Lea kaa sɛ, “Akrayɛ bɛn nie.” Enti, ɔtoo abɔfra no edin Gad a asekyerɛ ne, “Asi me yie.”

12 Lea afenaa Silpa woo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob.

13 Na Lea kaa sɛ, “Mʼani agye! Afei deɛ, mmaa no bɛfrɛ me anigyeɛ.” Enti, ɔtoo no edin Aser a asekyerɛ ne “Anigyeɛ.”

14 Ayuotwaberɛ mu ɛda bi, Ruben kɔɔ afuom kɔhunuu afifideɛ bi a wɔfrɛ no dudaim. Ɔde bi brɛɛ ne maame Lea. Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ, “Mesrɛ wo, ma me wo ba no dudaim no bi.”

15 Nanso, Lea de abufuo buaa sɛ, “Woabɛgye me kunu akyiri no, woresane abɛgye me ba dudaim a ɔde abrɛ me no bi apaa so?”

Na Rahel de awerɛhoɔ kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛnneɛ, Yakob mmɛda wo nkyɛn ɛnnɛ anadwo yi, na ma me dudaim no bi.”

16 Enti, ɛda no anwummerɛ a Yakob firi afuom reba no, Lea kɔhyiaa no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wobɛda me nkyɛn ɛnnɛ anadwo yi, ɛfiri sɛ, mede me ba dudaim atɔ wo.” Enti, Yakob kɔdaa Lea nkyɛn anadwo no.

17 Onyankopɔn tiee Lea mpaeɛbɔ, na ɔnyinsɛn, woo ɔbabarima a ɔtɔ so enum maa Yakob.

18 Na Lea kaa sɛ, “Mede mʼafenaa Silpa maa me kunu Yakob no, Onyankopɔn adom me.” Enti, wɔtoo abɔfra no edin Isakar a asekyerɛ ne “Akyɛdeɛ.”

19 Lea sane nyinsɛnee bio, na ɔwoo ne babarima a ɔtɔ so nsia maa Yakob.

20 Enti, Lea kaa sɛ, “Onyankopɔn akyɛ me akyɛdeɛ a ɛsom bo yie. Afei deɛ, manya me kunu anim animuonyam. Ɔde obuo ne anidie bɛma me, ɛfiri sɛ, mawo mmammarima baasia ama no. Enti, ɔtoo abarimaa no edin Sebulon a, asekyerɛ ne Animuonyam.”

21 Akyire no, Lea woo ɔbabaa too no edin Dina.

22 Afei, Onyankopɔn kaee Rahel, tiee ne mpaeɛbɔ, buee nʼawotwaa ano.

23 Rahel nyinsɛne, woo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ, “Afei deɛ, Onyankopɔn apepa mʼanimguaseɛ, ama me nso mawo ɔba.”

24 Rahel too ne ba no edin Yosef a asekyerɛ ne “Awurade mfa ɔbabarima baako nka me ho.”

Yakob Ahonya

25 Rahel woo Yosef no, ankyɛre na ɛda koro bi, Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ, “Mepɛ sɛ mesane kɔ mʼankasa mʼasase so ne me fie enti, mesrɛ wo, gya me ɛkwan na menkɔ,

26 Fa me yerenom ne me mma a wɔn enti mebɛsom wo no ka ho. Wʼankasa ara wonim ɔsom pa a masom wo.”

27 Laban buaa sɛ, “Mesrɛ wo, nkɔ nnya me. Makɔ abisa ahunu sɛ, nhyira dodoɔ a manya yi nyinaa firi te a wote me nkyɛn yi so.”

28 Laban ka kaa ho sɛ, “Kyerɛ me akatua biara a wobɛgye, na mɛtua.”

29 Yakob buaa Laban sɛ, “Wʼankasa wonim som a masom wo, ne sɛdeɛ mahwɛ wʼanantwie ne wo nnwan ama wɔn ase afɛe afa.

30 Wʼahodeɛ kakra a na wowɔ ɛberɛ a mebaeɛ no, ɛnnɛ, adɔɔso, abu so. Biribiara a meyɛ maa wo no nso, Awurade ahyira so. Na me nso, ɛberɛ bɛn na mɛtumi apɛ biribi de agya mʼabusuafoɔ?”

31 Laban bisaa Yakob sɛ, “Akatua ahe na memfa mma wo?”

Yakob nso buaa sɛ, “Mma me hwee, na mmom, sɛ wobɛyɛ mʼabisadeɛ baako pɛ yi ama me deɛ a, mɛkɔ so ayɛn wo mmoa no.

32 Ɛnnɛ, ma menkɔhwehwɛ wo mmoa no nyinaa mu, na mennyi odwan biara a ne ho yɛ ntokontrama, odwan ba biara a ɔyɛ tuntum ne abirekyie biara a ɔyɛ ntokontrama. Yeinom na ɛbɛyɛ mʼakatua.

33 Yei bɛma woahunu sɛ, medi nokorɛ anaa menni nokorɛ. Sɛ wohunu nnwan anaa mmirekyie a wɔyɛ fufuo, na wɔnyɛ ntokontrama wɔ me mmoa no mu a, na ɛkyerɛ sɛ mawia wɔn afiri wo deɛ mu.”

34 Laban buaa Yakob sɛ, “Ɛyɛ, yɛ no sɛdeɛ woaka no.”

35 Ɛda no ara, Laban yiyii nnwennini a wɔyɛ ntokontrama no nyinaa ne nnwammedeɛ a wɔyɛ ntokontrama no nso; mmoa no mu biara a fufuo wɔ ne ho ne odwan ba biara a ɔyɛ tuntum no, ɔde wɔn kɔmaa ne mmammarima.

36 Na Laban mma no faa mmoa no, de wɔn twaa nnansa ɛkwan, firii baabi a na Yakob wɔ hɔ. Saa ɛberɛ no mu, Yakob tenaa hɔ, hwɛɛ Laban nnwan no.

37 Na Yakob faa saa nnua yi: ɔsɛsɛ, ɛdwono ne ɔkyɛnkyɛn mman mono, yiyii ho akamakam, ma ɛkɔtoo dua kwatii no.

38 Afei, ɔde mman mono a wayiyi ho no nyinaa guguu mmoa no adidi nnaka mu, sɛdeɛ ɛba sɛ, mmoa no ba sɛ wɔrebɛnom nsuo no bi a, wɔbɛhunu. Saa ɛberɛ no na anini no foro abereɛ no.

39 Enti, sɛ mmoa no hyia mu wɔ dua mman ntokontrama no ho, na wɔnyinsɛn na wɔwowo a, wɔn mma no ho yɛ ntokontrama.

40 Ɔnam saa ɛkwan yi so yii Laban nnwankuo no mu abereɛ no guu faako, ma ɛkaa anini no. Na ɔmaa wɔne Yakob nnwan a wɔyɛ tuntum no hyiaa mu. Saa ɛkwan yi so na ɔfa gyinaa ne nnwankuo firii Laban deɛ mu.

41 Ɛduru ɛberɛ a nnwammedeɛ a wɔwɔ ahoɔden no pɛ sɛ wɔhyia nnwennini no a, Yakob de mman a wayiyi ho akamakam no gu wɔn anim.

42 Nanso, wanyɛ nnwan abereɛ a wɔyɛ mmerɛ no saa. Enti, nnwammaa a wɔnni ahoɔden no bɛyɛɛ Laban dea, ɛnna wɔn a wɔwɔ ahoɔden no nso bɛyɛɛ Yakob dea.

43 Ɛnam yei so maa Yakob nyaa ne ho tam. Ɔnyaa mmoa, mfenaa, nkoa, nyoma ne mfunumu bebree.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/30-86609cc794d2b21bdf02410d1fe97208.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 31

Yakob Dwane Firi Laban Nkyɛn

1 Yakob tee sɛ Laban mmammarima no reka sɛ, “Yakob afa yɛn agya ho nneɛma nyinaa. Nʼahonya nyinaa firi yɛn agya nneɛma a wafa no.”

2 Yakob hunuu sɛ, afei deɛ, Laban nte nʼanim nkyerɛ no sɛ kane no.

3 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Sane kɔ wʼabusuafoɔ ne wo nkurɔfoɔ asase so, na mɛdi wʼakyi.”

4 Enti, Yakob soma ma wɔkɔfrɛɛ ne yerenom Rahel ne Lea sɛ, wɔmmra ne nkyɛn wɔ ɛserɛ no so, faako a ɔne ne nnwankuo no wɔ no.

5 Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mahunu sɛ, afei deɛ, mo agya Laban anim nyɛ me fɛ sɛ kane no, nanso Onyankopɔn a mʼagya Isak somm no no ka me ho.

6 Monim sɛ, mayi me yam, de mʼahoɔden nyinaa ayɛ adwuma, ama mo agya;

7 nanso mo agya nam nsisie kwan so, asesa mʼakatua mu mprɛdu. Nanso, yei nyinaa akyiri, Onyankopɔn amma no ɛkwan amma wanyɛ me bɔne.

8 Sɛ ɔka sɛ, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ ntokontrama no bɛyɛ wʼakatua,’ na sɛ mmoa no wo a, na wɔawo mma a wɔn ho yɛ ntokontrama. Sɛ ɔka sɛ, ‘Mmoa a wɔn ho yɛ nsensaneɛ no bɛyɛ wʼakatua’ a, na wɔawowo mma a wɔn ho yɛ nsensaneɛ.

9 Ɛkwan a Onyankopɔn nam so agye mo agya nsam nyɛmmoa no de wɔn ama me ama mayɛ ɔdefoɔ no ne no.

10 “Ɛduruu ɛberɛ a mmoa no hyiam no, mesoo daeɛ hunuu sɛ, nnwennini a wɔforo nnwammedeɛ no ho yɛ ntokontrama, nsensaneɛ anaa nsisimu.

11 Onyankopɔn ɔbɔfoɔ frɛɛ me wɔ daeɛ no mu ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yakob!’ Ɛnna megyee so sɛ, ‘Me nie!’

12 Ɛnna ɔsoro abɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ na hunu sɛ, nnwennini a wɔforo nnwammedeɛ no nyinaa ho yɛ nsensaneɛ, ntokontrama anaa nsisimu, na mahunu ɛkwan a Laban de wo fa so no nyinaa.

13 Mene Onyankopɔn a meyii me ho adi kyerɛɛ wo wɔ Bet-El, beaeɛ a wode ɛboɔ sii hɔ, hwiee ngo guu so, somm me, hyɛɛ me bɔ sɛ, wobɛsom me no. Afei, tu firi saa asase yi so ntɛm ara, na sane kɔ asase a wɔwoo wo wɔ so no so.’ ”

14 Na Rahel ne Lea bisaa sɛ, “Enti, saa tebea a yɛwɔ mu yi, yɛwɔ kyɛfa bi wɔ yɛn agya agyapadeɛ mu anaa?

15 Yɛn agya mfa yɛn sɛ yɛyɛ ahɔhoɔ? Watɔn yɛn, na yɛn tiri sika a ɔgyeeɛ no nso, wadi.

16 Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, yɛn agya ahodeɛ a Onyankopɔn gyeeɛ no nyinaa yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti, biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ yɛ no, yɛ.”

17 Ɛda bi, Yakob de ne mma ne ne yerenom tenatenaa nyoma so.

18 Ɔkaa ne mmoa nyinaa, agyapadeɛ a wanya nyinaa ne mmoa a ɔnyaa wɔ Paddan-Aram nyinaa dii nʼanim sɛ, ɔrekɔ nʼagya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.

19 Ɛberɛ a Laban kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔtwitwa ne nnwan ho nwi no, Rahel faa nʼakyi kɔwiaa nʼagya fie abosom.

20 Yakob daadaa Aramni Laban a wamma wanhunu sɛ, ɔredwane.

21 Yakob de nʼahodeɛ nyinaa dwaneeɛ. Ɔtwaa Asubɔnten Eufrate, de nʼani kyerɛɛ bepɔ asase Gilead no so.

Laban Ti Yakob

22 Yakob ne nʼabusuafoɔ dwaneeɛ no, nnansa akyiri ansa na Laban tee sɛ wɔkɔ.

23 Laban faa ne fiefoɔ, kaa ne ho, de anibereɛ tii Yakob. Nnanson akyiri ansa na ɔkɔtoo Yakob ne ne nkurɔfoɔ no wɔ bepɔ Gilead so.

24 Saa ɛda no ara anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ daeɛ mu kyerɛɛ Aramni Laban. Ɔka kyerɛɛ no wɔ daeɛ no mu sɛ, “Hwɛ yie na woankɔka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne ankyerɛ Yakob.”

25 Ɛberɛ a Laban ne ne fiefoɔ kɔtoo Yakob no, na Yakob asisi ne ntomadan wɔ bepɔ Gilead atifi. Laban ne ne fiefoɔ no nso sisii wɔn ntomadan wɔ bepɔ no ayaase.

26 Afei, Laban kɔɔ Yakob nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Woadaadaa me. Asɛm bɛn na wode adi me yi? Woakyekyere me mmammaa de wɔn redwane te sɛ nnommumfoɔ.

27 Adɛn enti na wodaadaa me, na wodwane firii me nkyɛn a woankra? Sɛ wokraa me a, anka mɛto wo ɛpono, na mama nnipa abɛbɔ sankuo, ato nnwom wɔ apontoɔ no ase, de agya wo kwan.

28 Woamma mankyeakyea me nananom ne me mmammaa yi nsam mpo, amfa annya wɔn kwan. Woadi nkwaseasɛm.

29 Mewɔ tumi sɛ anka meyɛ wo bɔne, nanso, nnora anadwo, Onyankopɔn a wo agya somm no no ka kyerɛɛ me wɔ daeɛ mu sɛ, ‘Hwɛ yie na woanka asɛm biara, sɛ ɛyɛ asɛm pa anaa asɛmmɔne, ankyerɛ Yakob.’

30 Esiane sɛ wʼani agyina wo agya fie enti, na ɛsɛ sɛ wokɔ ara, na adɛn enti na wowiaa mʼabosom, de kaa wo nneɛma ho?”

31 Yakob buaa Laban sɛ, “Na mesuro. Na ɛyɛ me sɛ wode tumi bɛgye wo mmammaa no afiri me nsam.

32 Nanso, obiara a wobɛhunu wʼabosom no wɔ ne nkyɛn no, ɔsɛ owuo. Wʼankasa hwehwɛ, sɛ wobɛhunu biribiara a ɛyɛ wo dea wɔ me nneɛma yi mu wɔ yɛn nuanom yi anim. Sɛ wohunu biribiara a ɛyɛ wo dea a, fa wʼadeɛ.” Ɛberɛ a Yakob kaa saa asɛm yi no, na ɔnnim sɛ Rahel na wawia nʼagya Laban abosom no.

33 Ɛno enti, Laban kɔɔ Yakob, Lea, ne nʼasomfoɔ Bilha ne Silpa ntomadan mu kɔhwehwɛɛ hɔ, nanso wanhunu biribiara. Afei, ɔkɔwuraa Rahel ntomadan mu.

34 Ɛfiri sɛ, na Rahel awia abosom no de ahyehyɛ ne yoma no atɛ ase, atena so. Enti, Laban kɔhwehwɛɛ nneɛma a ɛwɔ Rahel ntomadan no nyinaa mu, nanso wanhunu abosom no.

35 Afei, Rahel ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya, mma wo bo mfu me sɛ mete hɔ wɔ wʼanim na mensɔre nnyina hɔ, ɛfiri sɛ, makɔ afikyire.” Enti, Laban toaa so hwehwɛɛ abosom no ara, nanso wanhunu.

36 Ɛyɛɛ saa no, Yakob bo fuu Laban yie, bisaa no sɛ, “Bɔne bɛn na mayɛ? Amumuyɛsɛm bɛn na madi a ɛno enti, woataa me ara yi?”

37 Wohwehwɛɛ me nneɛma nyinaa mu yi, ɛdeɛn adeɛ na wohunuiɛ a ɛyɛ wo ne wo fiefoɔ dea? Deɛ wohunuiɛ biara no, fa bɛto dwa wɔ me nuanom ne wo nuanom a wɔahyia ha yi nyinaa anim, na wɔnkyerɛ deɛ ɛyɛ ne dea.

38 “Mfirinhyia aduonu a wo ne me tenaeɛ, wo nnwan ne wo mmirekyie abereɛ no ampompɔn, na mankum wo nnwennini yi bi amfiri wo nnwankuo yi mu, anwe da.

39 Mamfa wʼaboa biara a akekaboa bi atete ne mu ammrɛ wo; wɔn a mmoa kumm wɔn no, mʼankasa mehyɛɛ anan mu. Afei sɛ ɛba sɛ wɔwia wo mmoa no bi, anadwo anaa awia a, woma metua ka.

40 Saa na asetena a me ne wo teɛ no teɛ. Meyɛɛ wʼadwuma awia maa owia hyee me. Meyɛɛ wʼadwuma anadwo maa awɔ dee me, maa sɛ, mekɔ kɛtɛ so koraa a, mentumi nna.

41 Mfirinhyia aduonu a metenaa wo nkyɛn nyinaa, na saa na mʼasetena teɛ. Mede mfirinhyia dunan na ɛyɛɛ adwuma maa wo, de waree wo mmammaa baanu no. Ɛnna mede mfirinhyia nsia nso hwɛɛ wo nnwan. Deɛ ɛtwa toɔ koraa ne sɛ, wosesaa mʼakatua mpɛn edu.

42 Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn a mʼagya somm no, Onyankopɔn a Abraham somm no a ɔwɔ mafa ne suro a mesuro mʼagya Isak a, anka nokorɛm nie, wopamoo me, maa mede me nsapan kɔeɛ. Nanso Onyankopɔn hunuu mʼamanehunu ne me nsa ano adwuma enti na nnora anadwo ɔkaa wʼanim no.”

Laban Ne Yakob Yɛ Apam

43 Laban buaa Yakob sɛ, “Mmaa no yɛ me mmammaa, mmɔfra no nso yɛ me nananom, ɛnna nnwankuo no nso yɛ me nnwankuo. Nneɛma a wohunu yi nyinaa yɛ me dea. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ mʼankasa me mmammaa ne me nananom bɔne?

44 Afei, bra na me ne wo nyɛ apam a ɛbɛdi me ne wo ntam adanseɛ. Saa apam no so na yɛbɛdi wɔ yɛn asetena nyinaa mu.”

45 Enti, Yakob faa ɛboɔ de sii hɔ yɛɛ nkaeɛdum.

46 Yakob kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montase aboɔ!” Enti, wɔtasee aboɔ boaa ano. Afei, wɔn nyinaa tenaa ho didiiɛ.

47 Laban frɛɛ aboɔ kuo no Yegar-Sahaduta a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo. Yakob nso frɛɛ saa aboɔ kuo no Gal-Ed, a asekyerɛ ne Adanseɛ Kuo saa ara.

48 Afei, Laban kaa sɛ, “Aboɔ Kuo yi na ɛdi me ne wo ntam adanseɛ ɛnnɛ!” Ɛno enti na wɔfrɛ no Gal-Ed no.

49 Na wɔsane frɛ aboɔ nkaeɛdum no nso bio sɛ, “Mispa” ɛfiri sɛ, Laban kaa sɛ, “Awurade mmoa yɛn, na sɛ yɛn ntam tete mpo a, yɛn mu biara bɛdi saa apam yi so.

50 Sɛ woanhwɛ me mmammaa yi yie anaasɛ woware mmaa foforɔ ka me mmammaa yi ho a, ɛwom sɛ merenhunu, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔbɛhunu.”

51 Laban sane ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Aboɔ Kuo yi ni. Nkaeɛdum a mede asi me ne wo ntam no nso nie.

52 Aboɔ Kuo yi ne nkaeɛdum yi nyɛ adanseɛ sɛ, me Laban, merentra saa Aboɔ Kuo yi ne nkaeɛdum yi mma baabi a wowɔ mmɛtoa wo. Na wo Yakob nso, worentra saa Aboɔ kuo yi ne nkaeɛdum yi mma baabi a mewɔ mmɛtoa me.

53 Ma Abraham Onyankopɔn ne Nahor Onyankopɔn, wɔn agyanom Onyankopɔn nyɛ ɔtemmufoɔ wɔ me ne wo ntam.”

Enti, Yakob de nʼagya Isak Onyankopɔn ho suro kaa ntam sɛ, ɔrentra ɛhyeɛ no.

54 Afei, Yakob bɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ wɔ bepɔ no atifi, na ɔhyiahyiaa ne nnamfonom bɛdidiiɛ. Ɛno akyiri no, wɔdaa ne nkyɛn wɔ bepɔ no so.

55 Laban sɔree anɔpatutuutu fefee ne nananom ne ne mmammaa no ano, hyiraa wɔn. Ɛno akyiri no, ɔsane nʼakyi kɔɔ ne kurom.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/31-9336a054b3d214c673b4645f52c794aa.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 32

Yakob Yɛ Ahoboa Kɔhyia Esau

1 Yakob ne ne fiefoɔ toaa nʼakwantuo no so. Onyankopɔn abɔfoɔ bɛhyiaa no.

2 Yakob hunuu wɔn no, ɔkaa sɛ, “Ɛha yɛ Onyankopɔn fie!” Enti ɔtoo saa beaeɛ hɔ edin “Mahanaim,” a asekyerɛ ne Onyankopɔn asase.

3 Yakob somaa abɔfoɔ dii nʼanim kɔɔ ne nua Esau nkyɛn wɔ Seir a ɛwɔ Edom asase so.

4 Nkra a ɔde maa wɔn nie: “Monka nkyerɛ me wura Esau sɛ, ‘Wʼakoa Yakob se, yɛn wɔfa Laban nkyɛn na makɔtena sɛ ɔhɔhoɔ ara de bɛsi ɛnnɛ yi.

5 Ɛnnɛ deɛ, mewɔ anantwie ne mfunumu, nnwan ne mmirekyie, nkoa ne mfenaa bebree. Masoma mʼabɔfoɔ yi aba wo, me wura nkyɛn, sɛ wɔmmɛka nkyerɛ wo sɛ, mereba. Mewɔ anidasoɔ nso sɛ, mɛnya wʼanim animuonyam ama woagye me fɛ so.’ ”

6 Asomafoɔ no sane baa Yakob nkyɛn no, wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛkɔɔ wo nua Esau nkyɛn kɔkaa wo nkra no kyerɛɛ no, na ɔse ɔreba abɛhyia wo, na mmarima ahanan na wɔka ne ho reba.”

7 Yakob de ehu ne awerɛhoɔ kyekyɛɛ nnipa a ɔne wɔn nam no ne mmoa no mu akuo mmienu.

8 Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ ɛba sɛ, Esau ne ne dɔm no ba bɛto hyɛ ekuo baako so a, ekuo a ɛtɔ so mmienu no bɛdwane.”

9 Afei, Yakob bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade Onyankopɔn a mʼagya Abraham ne mʼagya Isak somm wo, Ao, Awurade a woka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sane kɔ wʼasase so ne wʼabusua mu, na mɛma woayɛ ɔdefoɔ.’

10 Wʼadɔeɛ a wode ayɛ me ne nokorɛ a woadi wʼakoa no mu kakra bi mpo, mfata me. Ɛda a mefirii fie kɔtwaa Asubɔnten Yordan no, na me poma nko ara na ɛkura me, nanso ɛnnɛ, me na mekura ɛdɔm ahodoɔ mmienu yi.

11 Mesrɛ wo, gye me firi me nua Esau nsam. Mesuro sɛ ɔbɛto ahyɛ me ne me yerenom ne me mma so.

12 Nanso, wo na woahyɛ me bɔ sɛ, ‘Nokorɛ mu, mɛma woanya wo ho, na mama wʼase afɛe ayɛ sɛ mpoano anwea a wɔntumi nkan.’ ”

13 Saa ɛda no, ɔdaa hɔ. Na ɔyii nʼagyapadeɛ no bi sɛ akyɛdeɛ a ɔde bɛma ne nua Esau.

14 Nneɛma no nie: Mmirekyibereɛ ahanu, mpapo aduonu, nnwammedeɛ ahanu, nnwennini aduonu.

15 Nyoma bereɛ aduasa ne wɔn mma, anantwibereɛ aduanan, anantwinini edu, mfunumubereɛ aduonu, mfunumunini edu.

16 Ɔkyekyɛɛ mmoa no mu akuakuo, de maa nʼasomfoɔ a ekuo baako biara hyɛ ɔsomfoɔ baako nsa. Ɔka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, “Monni mʼanim nkɔ, na mmom, momma akwan nneda mmoa akuakuo no ntam.”

17 Yakob sane ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔdi ɛkan no sɛ, “Sɛ me nua Esau hyia mo, na ɔbisa mo sɛ, ‘Hwan asomfoɔ ne mo? Mofiri he na morekɔ he na hwan mmoa na mode wɔn nam yi a,’

18 monka nkyerɛ no sɛ, ‘Mmoa no yɛ wʼakoa Yakob dea. Ne nyinaa yɛ akyɛdeɛ a ɔde rebrɛ ne wura Esau, na nʼankasa di akyire reba.’ ”

19 Saa ara nso na Yakob ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ a wɔtɔ so mmienu, mmiɛnsa ne wɔn a wɔdidi so a wɔde mmoa no rekɔ no sɛ, “Sɛ mohyia Esau a, monka saa asɛm korɔ no ara nkyerɛ no. Monka nka ho sɛ,

20 ‘Wʼakoa Yakob ankasa di yɛn akyiri reba.’ ” Ɛfiri sɛ, na Yakob ayɛ nʼadwene sɛ, “Mede akyɛdeɛ ahodoɔ a mede asoma adi ɛkan yi bɛpata no, na sɛ akyire no ɔhunu me a, wagye me ato mu.”

21 Enti, wɔde Yakob akyɛdeɛ ahodoɔ no dii ɛkan kɔeɛ. Na nʼankasa deɛ, ɔdaa nʼatenaeɛ hɔ anadwo no.

Yakob Ne Onyankopɔn Atentam

22 Anadwo no ara, Yakob sɔre faa ne yerenom baanu ne ne mfenaa baanu no ne ne mma dubaako no, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan wɔ Yabok asutwareɛ hɔ.

23 Ɔde wɔn twaa asubɔnten no wieeɛ no, ɔsane bɛfaa nʼagyapadeɛ a aka nyinaa de twaa asuo no.

24 Afei, ɛkaa Yakob nko ara wɔ nʼatenaeɛ hɔ. Anadwo no, obi ne no bɛtentameeɛ ara kɔsii adekyeɛ wɛɛ.

25 Ɛberɛ a ɔbarima a ɔne no tentameeɛ no hunuu sɛ ɔrentumi nni Yakob so no, ɔbɔɔ Yakob dwonku, ma ɛhwaneeɛ.

26 Afei, ɔbarima no ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Adeɛ akye enti, gyaa me ma menkɔ.”

Nanso, Yakob buaa no sɛ, “Sɛ woanhyira me a, meremma wonkɔ.”

27 Ɔbarima no bisaa Yakob sɛ, “Wo din de sɛn?”

Ɔbuaa sɛ, “Me din de Yakob.”

28 Ɔbarima no kaa sɛ, “Ɛfiri ɛnnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel, ɛfiri sɛ, wo ne Onyankopɔn ne nnipa atentam, na woadi nkonim.”

29 Yakob bisaa sɛ, “Mesrɛ wo, wɔfrɛ wo sɛn?”

Ɔbarima no nso bisaa no sɛ, “Adɛn enti na worebisa me din?” Yei akyiri no, ɔhyiraa Yakob.

30 Ɛmaa Yakob too beaeɛ hɔ edin Peniel, a asekyerɛ ne “Onyankopɔn Anim.” Na ɔkaa sɛ, “Mahunu Onyankopɔn animuanimu, nanso meda so te nkwa mu ara.”

31 Yakob refiri Peniel no na owia agyina. Esiane ne dwonku a na ahwan no enti, na ɔtɔ gu ne nan no so.

32 Ɛno enti na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, Israelfoɔ nwe aboa dwonku koraa sɛ nkaedeɛ no. Saa ntini kɛseɛ a ɛwɔ Yakob dwonku no na ɔbarima a ɔne no tentameeɛ no bɔeɛ, maa Yakob dwonku hwaneeɛ no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/32-2f2ea784e0d8e187d2759b38291dc4e4.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 33

Yakob Ne Esau Ka Wɔn Ho Bom

1 Yakob pagyaa nʼani hunuu sɛ Esau ne ne mmarima ahanan a wɔka no ho firi akyirikyiri reba. Enti, ɔkyekyɛɛ ne mma no mu maa Lea, Rahel ne nʼasomfoɔ baanu no.

2 Ɔmaa asomfoɔ no ne wɔn mma dii ɛkan. Lea ne ne mma nso dii hɔ. Ɛnna Rahel ne ne ba Yosef nso dii akyire.

3 Yakob deɛ, ɔdii wɔn anim. Ɔreyɛ abɛn ne nua Esau no, ɔbɔɔ ne mu ase mprɛnson.

4 Esau tuu mmirika kɔhyiaa Yakob, yɛɛ no atuu. Ɔbam Yakob, fee nʼano. Na wɔn baanu nyinaa suiɛ.

5 Afei, Esau maa nʼani so hunuu mmaa no ne mmɔfra no. Ɔbisaa Yakob sɛ, “Yeinom yɛ ɛhefoɔ?”

Ɔbuaa sɛ, “Wɔyɛ mma a Onyankopɔn de wɔn adom me a meyɛ wʼakoa.”

6 Afei, Yakob asomfoɔ ne wɔn mma twe bɛn Esau bɛkotoo no.

7 Saa ara na Lea ne ne mma nso bɛkotoo no. Afei, Yosef ne ne maame Rahel nso ba bɛkotoo no.

8 Esau bisaa sɛ, “Nnwan ne anantwie ne mmoa bebrebe a wɔsa so reba yi nso, aseɛ ne sɛn?”

Yakob buaa sɛ, “Me wura, ɛyɛ akyɛdeɛ a mede rebrɛ wo, na manya wʼanim animuonyam.”

9 Nanso, Esau sere buaa no sɛ, “Me nua, mewɔ saa mmoa yi bebree ma ɛboro so. Enti, fa deɛ wode rebrɛ me yi ka wo deɛ ho.”

10 Yakob kaa sɛ, “Dabi, sɛ woagye me fɛ so deɛ a, mesrɛ wo, gye akyɛdeɛ a mede rebrɛ wo yi. Nokorɛ ni, ɛsiane sɛ wogyee me ɔdɔ so enti, mehunuu wʼanim no, na ayɛ me sɛdeɛ mahunu Onyankopɔn anim.

11 Mesrɛ wo, gye mʼakyɛdeɛ a mede rebrɛ wo yi, ɛfiri sɛ, Awurade adom me ama mayɛ ɔdefoɔ.” Esiane sɛ Yakob kɔɔ so srɛɛ no ara sɛ ɔnnye nʼakyɛdeɛ no enti, Esau gyeeɛ.

12 Afei, Esau kaa sɛ, “Ma yɛnkɔ. Yɛbɛdi mo anim ne mo akɔ.”

13 Nanso, Yakob buaa no sɛ, “Me wura ankasa nim sɛ, mmɔfra no bi susua. Ɛsɛ sɛ mehwɛ anantwie ne nnwan ne mmoa a wɔawowo no nso ka wɔn so brɛoo. Sɛ meka wɔn so den ɛda koro pɛ mpo a, wɔn nyinaa bɛwuwu.

14 Enti, me wura, di yɛn ɛkan na yɛne nyɛmmoa no bɛdi wʼakyi nkakrankakra abɛto wo wɔ Seir.”

Yakob Kɔ Sekem

15 Enti, Esau kaa sɛ, “Anyɛ bi koraa no, ma mennya me mmarima na wɔnni wʼanim, mmɔ wo ho ban.”

Yakob kaa sɛ, “Ɛho nhia sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ me saa adɔeɛ no.”

16 Enti, ɛda no ara, Esau sane nʼakyiri kɔɔ Seir.

17 Nanso, Yakob deɛ, ɔkɔɔ Sukot kɔsisii ne ntomadan, pɛɛ baabi a ne mmoa no nso bɛda, de hɔ yɛɛ nʼatenaeɛ. Ɛno enti na wɔfrɛ saa beaeɛ hɔ Sukot, a asekyerɛ ne Asese no.

18 Yakob firii Paddan-Aram no, ɔkɔduruu Sekem kuro a ɛwɔ Kanaan asase so asomdwoeɛ mu.

19 Yakob tɔɔ asase a ɔtenaa so no nnwetɛ mpɔ ɔha firii Sekem agya Hamor mma nkyɛn.

20 Wɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, too saa afɔrebukyia no edin El-Elohe-Israel, a asekyerɛ ne Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn Afɔrebukyia.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/33-aac18281afeb7030a0ee3ec8b6c59d4e.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 34

Sekem Gu Dina Ho Fi

1 Ɛda koro bi, Lea ne Yakob ba Dina firii adi kɔsraa mmabaawa a wɔwɔ wɔn mpɔtam hɔ no.

2 Ɛberɛ a Hewifoɔhene Hamor babarima Sekem hunuu Dina no, ɔkyeree no kɔtoo no monnaa.

3 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sekem tuu nʼani sii Yakob ba Dina so. Ɔbɔɔ mmɔden ara sɛ, ɔne no bɛkasa ama wapene so, na waware no.

4 Ɛno enti, Sekem dii ho nkɔmmɔ kyerɛɛ nʼagya Hamor sɛ, “Mepɛ sɛ meware ababaawa yi, enti kɔka ne ho asɛm ma me!”

5 Ɛberɛ a Yakob tee sɛ Sekem akɔkyere ne babaa Dina, akɔto no monnaa no, na ne mmammarima no nyinaa ne wɔn agya anantwie wɔ wiram. Enti, Yakob anka hwee kɔsii sɛ wɔbaeɛ.

6 Asɛm yi akyiri no, Sekem agya Hamor kɔɔ Yakob nkyɛn ne no kɔdii nkɔmmɔ.

7 Yakob mmammarima no tee wɔn nuabaa Dina ho asɛm pɛ, wɔfiri wiram hɔ baeɛ. Wɔn werɛ hoeɛ na wɔn bo nso fuu yie, ɛfiri sɛ Sekem ayɛ aniwudeɛ wɔ Israel. Ɔne Yakob babaa daeɛ, na yei yɛ akyiwadeɛ.

8 Nanso, Hamor ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba Sekem ani gye wo ba Dina ho. Mesrɛ wo, fa no ma no, na ɔnware no.

9 Mo ne yɛnni awadeɛ. Momfa mo mmammaa mma yɛn, na yɛnware wɔn, na yɛn nso, yɛmfa yɛn mmammaa mma mo awadeɛ.

10 Mobɛtumi ne yɛn atena. Asase yi nyinaa yɛ mo dea. Montena so, nni dwa wɔ so, mpɛ mu agyapadeɛ.”

11 Afei, Sekem ka kyerɛɛ Dina agya ne ne nuammarima no sɛ “Monnye me ntom. Biribiara a mobɛgye me no, mɛtua.

12 Ɔbaa no ti adeɛ ne biribiara a mobɛgye aka ho no, mommɔ ɛboɔ biara a mopɛ, na mɛtua. Deɛ ɛhia me ara ne sɛ, mode ababaawa no bɛma me aware.”

13 Esiane sɛ na Sekem agu wɔn nuabaa Dina ho fi no enti, mmuaeɛ a wɔmaa Sekem ne nʼagya Hamor no anyɛ nokorɛ. Na mmom, na wɔwɔ adwene foforɔ bi wɔ akyire.

14 Yakob mmammarima no ka kyerɛɛ Sekem ne nʼagya Hamor sɛ, “Yɛrentumi mfa yɛn nuabaa mma ɔbarima a ɔntwaa twetia awadeɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛagu yɛn ho anim ase.

15 Ansa na yɛde yɛn nuabaa bɛma wo awadeɛ no, gye sɛ woatwitwa wo mmarima nyinaa twetia te sɛ yɛn.

16 Sɛ moyɛ saa deɛ a, yɛne mo bɛdi awadeɛ. Mobɛware yɛn mmaa, na yɛn nso, yɛaware mo mmaa. Yɛne mo bɛtena fɛfɛɛfɛ sɛ nnipa baako.

17 Sɛ moampene so amma wɔantwitwa mo twetia deɛ a, yɛbɛgye yɛn nuabaa de no akɔ.”

18 Asɛm a wɔkaeɛ no tɔɔ Hamor ne ne ba Sekem asom.

19 Sekem a na ɔyɛ aberanteɛ a ɔdi mu wɔ nʼagya mma nyinaa mu no antwentwɛn ne nan ase koraa. Ɔkɔtwaa twetia no, sɛdeɛ Yakob mma no kaeɛ no, ɛfiri sɛ, na ɔpɛ Yakob babaa no yie.

20 Enti, Hamor ne ne ba Sekem kɔbɔɔ dwa wɔ kuro no ɛpono ano ne ɛhɔ mmarima kɔkasaeɛ sɛ,

21 “Yakob ne ne mma yi ne yɛn te yie. Mompene so na wɔne yɛn ntena yɛn asase yi so, na yɛnni edwa. Ɛfiri sɛ, yɛn asase yi so a yɛne wɔn bɛsene so. Yɛbɛtumi aware wɔn mmammaa, na wɔn nso bɛtumi aware yɛn deɛ.

22 Nanso, ansa na wɔn mmarima no bɛpene so ne yɛn atena sɛ nnipa korɔ no, gye sɛ yɛn mmarima nyinaa twitwa twetia, sɛdeɛ wɔn nso wɔatwitwa twetia no.

23 Sɛ ɛba saa a, wɔn mmoa, wɔn agyapadeɛ ne wɔn mmoa ahodoɔ a ɛkeka ho no nyinaa remmɛyɛ yɛn dea anaa? Enti, momma yɛmpene so mma wɔn, na yɛne wɔn ntena.”

24 Mmarima a wɔkɔhyiaa Hamor ne ne ba Sekem wɔ kuro no ɛpono ano no nyinaa ne wɔn yɛɛ adwene maa mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa twitwaa twetia.

Dina So Aweretɔ

25 Nnansa akyiri a na twetiatwa no enti, kurom hɔ mmarima no nyinaa deda hɔ a wɔgye wɔn ho a ɛnnye no, Yakob mmammarima baanu Simeon ne Lewi a wɔyɛ Dina nuammarima no faa wɔn mpea. Wɔkɔto hyɛɛ kuro no so, ɛberɛ a wɔn ani nna wɔn ho so, kunkumm mmarima a wɔwɔ kurom hɔ nyinaa.

26 Wɔde pea kumm Hamor ne ne ba Sekem, na wɔfaa wɔn nuabaa Dina firii Sekem fie de no kɔɔ wɔn nkyɛn.

27 Yakob mmammarima a wɔaka no nso to hyɛɛ kuro no so. Wɔtiatiaa nnipa a wɔawuwu no so, fom kuro no mu nneɛma nyinaa pasaa, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Sekem guu wɔn nuabaa Dina ho fi.

28 Wɔfom wɔn anantwie, wɔn nnwan, wɔn mfunumu ne wɔn agyapadeɛ biara a ɛwɔ kuro no mu ne deɛ ɛwɔ wiram nyinaa.

29 Wɔfaa wɔn ahodeɛ, wɔn yerenom ne wɔn mmaa, fom wɔn afie mu nneɛma nyinaa.

30 Afei, Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi sɛ, “Mode ɔhaw abɛto me so, ama ɛnnɛ me ho koraa abɔn Perisifoɔ ne Kanaanfoɔ a mete wɔn asase so yi. Yɛn nnɔɔso. Sɛ wɔka wɔn ho bom, bɛto hyɛ yɛn so a, wɔbɛhye me ne mʼasefoɔ nyinaa.”

31 Na wɔbuaa wɔn agya sɛ, “Enti, anka yɛntena hɔ nhwɛ na ɔnyɛ yɛn nuabaa sɛ odwamanfoɔ anaa?”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/34-958d9e2172505823a184868e15f17bb9.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 35

Yakob Sane Kɔ Bet-El

1 Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Kɔ Bet-El kɔtena hɔ. Sɛ woduru hɔ a, si afɔrebukyia ma me. Me na meyii me ho adi kyerɛɛ wo ɛberɛ a na woredwane afiri wo nua Esau nkyɛn no.”

2 Enti, Yakob ka kyerɛɛ ne fiefoɔ ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ, “Monsɛe mo anyame a mode wɔn firi amanɔne baeɛ no nyinaa. Monwira mo ho, na monsesa mo ntadeɛ nso.”

3 Ɔtoaa so sɛ, “Yɛrebɛtu ɛkwan akɔ Bet-El. Na sɛ yɛduru hɔ a, yɛbɛsi afɔrebukyia ama Onyankopɔn a ɔtiee me mpaeɛbɔ wɔ mʼamanehunu mu, na ɔkaa me ho wɔ mʼakwantuo mu no.”

4 Enti, wɔn nyinaa de wɔn ahoni ne nsonkawa maa Yakob. Yakob tuu fam wɔ odum bi ase wɔ Sekem, de ne nyinaa hyɛɛ hɔ.

5 Afei, wɔsiim. Wɔrekɔ no, Onyankopɔn bɔɔ nkuro a wɔfaa so no nyinaa mu nnipa no hu a, ɛno enti obiara antumi anti wɔn.

6 Yakob ne ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no bɛduruu Lus a ɛno ara ne Bet-El a ɛwɔ Kanaan asase so no.

7 Ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, too hɔ edin El-Bet-El, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na ɛberɛ a ɔredwane afiri ne nua Esau nkyɛn no, Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ no.

8 Yei akyiri no, Debora a ɔyɛ Rebeka bagyegyefoɔ no wuiɛ, ma wɔsiee no wɔ odum bi a ɛwɔ Bet-El bɔn mu no ase. Ɛfiri saa ɛberɛ no, wɔtoo beaeɛ hɔ edin Alon-Bakut, a asekyerɛ ne Agyaadwotwa Dum.

9 Yakob firi Paddan-Aram bɛduruu Bet-El no, Onyankopɔn sane yii ne ho adi kyerɛɛ no, hyiraa no.

10 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛwom sɛ wɔfrɛ wo Yakob deɛ, nanso ɛfiri ɛnnɛ, wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom, wɔbɛfrɛ wo Israel a asekyerɛ ne Onipa a ɔne Onyankopɔn adi asie. Enti Onyankopɔn too ne din sɛ, Israel.”

11 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mene Onyankopɔn tumfoɔ no. Wʼase nnɔre, na wʼase mfɛe. Ɔman ne aman asafo bɛfiri wo mu aba. Saa ara na ahemfo nso bɛfiri wo mu aba.

12 Mede asase a mede maa Abraham ne Isak no bɛma wo. Aane, mede saa asase korɔ yi ara bɛma wʼasefoɔ.”

13 Yei akyiri no, Onyankopɔn firii beaeɛ a na ɔne Yakob rekasa hɔ no kɔɔ ɔsoro.

14 Afei, Yakob sii ɔbodum wɔ hɔ, hwiee afɔresa guu so, de bɔɔ Onyankopɔn afɔdeɛ. Ɔsane de afɔrengo sraa odum no ho.

15 Yakob too beaeɛ a Onyankopɔn ne no kasaeɛ no Bet-El, a asekyerɛ ne Onyankopɔn fie.

Benyamin Awoɔ Ne Rahel Wuo

16 Yakob ne ne fiefoɔ siim firii Bet-El, de wɔn ani kyerɛɛ Efrat. Wɔrekɔ no, awoɔ kaa Rahel wɔ akwantemfi.

17 Ɛberɛ a ɔreko awoɔ no, ɔbaa ɔwogyefoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro na worebɛwo ɔbabarima bio.”

18 Nanso, Rahel koo awoɔ tɔeɛ. Na ɛberɛ a ne kra refiri ne mu na ɔreyɛ awuo no, ɔtoo ne babarima a wawo no no edin Ben-Oni, a asekyerɛ ne Mʼawerɛhoɔ Mu Ba. “Nanso, nʼagya sane too no edin Benyamin, a asekyerɛ ne Me dɔba.”

19 Rahel wuiɛ, ma wɔsiee no wɔ Efrat a ɛno ara ne Betlehem no akwantemfi.

20 Yakob yɛɛ nkaeɛdum sii Rahel ɛda no so a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.

21 Israel toaa nʼakwantuo no so, kɔsii ne ntomadan wɔ Edir abantenten no akyiri nohoa baabi.

22 Ɛberɛ a Israel te saa asase no so no, ɔtee sɛ ne ba panin Ruben ne Bilha a ɔyɛ nʼagya afenaa a waware no no akɔda.

Na Yakob wɔ mmammarima dumienu:

23 Lea mma na wɔn din didi so yi:

Ruben a ɔno ne Israel abakan,

Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.

24 Rahel nso mmammarima baanu no ne

Yosef ne Benyamin.

25 Rahel afenaa Bilha mmammarima baanu no ne

Dan ne Naftali

26 Lea afenaa Silpa nso mmammarima baanu no ne

Gad ne Aser.

Yeinom ne Yakob mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Paddan-Aram no.

Isak Wuo

27 Akyire no, Yakob baa nʼagya Isak nkyɛn wɔ Mamrɛ wɔ Kiriat-Arba, a ɛno ara ne Hebron, baabi a Abraham ne Isak tenaa sɛ ahɔhoɔ no.

28 Isak dii mfeɛ ɔha ne aduɔwɔtwe.

29 Isak wuiɛ, ma wɔfaa no kɔkaa ne mpanimfoɔ ho; na wabɔ akɔkoraa posoposo. Ne mmammarima Esau ne Yakob na wɔsiee no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/35-b3e65b9e05f00b5a73f12cccce2386b9.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 36

Esau Asefoɔ

1 Yeinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefoɔ.

2 Esau waree Kanaanfoɔ mmaa baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babaa, Ana babaa Oholibama a ɔsane yɛ Hewini Sibeon nana ne

3 Basmat a ɔyɛ Ismael babaa na ɔyɛ Nebaiot nuabaa.

4 Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel.

5 Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmammarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.

6 Esau faa ne yerenom, ne mmammarima, ne mmammaa, ne fiefoɔ nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapadeɛ biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu firii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so akyirikyiri.

7 Ɛfiri sɛ, na wɔn ahonyadeɛ no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob bɛtumi atena faako. Na wɔn mmoa dodoɔ enti, wɔn baanu no nsene asase a wɔte so no so.

8 Ɛno enti, Esau a wɔfrɛ no Edom no kɔbɔɔ nʼatenaeɛ wɔ Seir bepɔ so.

9 Yeinom ne Esau a ɔyɛ Edomfoɔ agya no asefoɔ a wɔwoo wɔn maa no ɛberɛ a na ɔwɔ Seir bepɔ so no.

10 Esau mmammarima no din na ɛdidi so yi:

Elifas, a ɔyɛ Esau yere panin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima.

11 Elifas nso mmammarima din na ɛdidi so yi:

Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.

12 Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nananom.

13 Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi:

Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nananom.

14 Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa, na ɔsane yɛ Sibeon nana no mmammarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne yeinom:

Yeus, Yalam ne Kora.

15 Yeinom ne Esau asefoɔ no mu atitire:

Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmammarima din na ɛdidi so yi:

Atitire Teman, Omar, Sefo, Kenas,

16 Kora, Gatam ne Amalek. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefoɔ atitire a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitire yi yɛ Ada nananom.

17 Esau babarima Reuel mmammarima din na ɛdidi so yi:

Otitire Nahat, Otitire Serah, Otitire Sama ne Otitire Misa. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Ruel a ɔyɛ Esau ba a ɔtɔ so mmienu no nnipa atitire a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nananom.

18 Esau yere Oholibama mmammarima din na ɛdidi so yi:

Otitire Yeus, Otitire Yalam ne Otitire Kora. Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no asefoɔ nnipa atitire no.

19 Saa edin a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmammarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitire no.

20 Yeinom ne Horini Seir mmammarima a na saa ɛberɛ no wɔtete Seir asase so no:

Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,

21 Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmammarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitire no.

22 Lotan mmammarima ne yeinom:

Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabaa.

23 Sobal nso mmammarima ne yeinom:

Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.

24 Na yeinom ne Sibeon mmammarima:

Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, ɛberɛ bi ɔde nʼagya Sibeon mfunumu kɔɔ adidi wɔ ɛserɛ no so a ɔkɔhunuu asuo aniwa bi a na nsuohyeɛ firi mu ba no.

25 Ana mma nie:

Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babaa no.

26 Dison mmammarima nie:

Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.

27 Eser mmammarima ne yeinom:

Bilhan, Saawan ne Akan.

28 Yeinom ne Disan mma:

Us ne Aran.

29 Yeinom ne Horifoɔ nnipa atitire:

Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,

30 Dison, Eser ne Disan.

Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifoɔ nnipa atitire a ɛberɛ a na wɔwɔ Seir asase so no, wɔdii wɔn mmusua no so.

Edom Ahemfo

31 Yeinom ne nnipa a wɔdii ɛkan dii ɔhene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebɛdi Israel mma so ɔhene:

32 Bela a ɔyɛ Beor babarima bɛdii ɔhene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkuro din de Dinhaba.

33 Na Bela wuiɛ no, Serah babarima Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

34 Na Yobab wuiɛ no, Husam a ɔfiri Teman asase so bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

35 Husam wuo akyiri Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a ɔkɔdii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkuro no edin Hawit.

36 Hadad wuiɛ no, Samla a ɔfiri Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.

37 Samla wuiɛ no, Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo Eufrate ho no bɛdii ɔhene.

38 Na Saulo wuiɛ no, Akbor babarima Baal-Hanan bɛdii ɔhene.

39 Akbor babarima Baal-Hanan nso wuiɛ no, Hadad bɛdii nʼadeɛ, tenaa nʼahennwa so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkuro no din de Pau, ɛnna ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Matred babaa ne Me-Sahab nso nana.

40 Sɛdeɛ wɔn a wɔdidi so yi a wɔyɛ Esau asefoɔ no mmusua ne wɔn tenabea te nie:

Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,

41 Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua,

42 Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,

43 Magdiel abusua ne Iram abusua.

Yeinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenaeɛ no edin totoeɛ.

Na wɔn nyinaa yɛ Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/36-1dc23826e1ebeec51f24fb167d01161e.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 37

Yosef Daeɛso

1 Yosef tenaa Kanaan asase a na nʼagya te so sɛ ɔhɔhoɔ no so.

2 Yosef abusua ho asɛm nie:

Ɛberɛ a Yakob ba Yosef dii mfirinhyia dunson no, na ɔne ne nuanom hwɛ wɔn agya Yakob nnwan so. Na ɔyɛ Bilha ne Silpa a wɔyɛ nʼagya yerenom no mmammarima no ɔboafoɔ. Na ɔyɛ obi a nneɛma a ne nuanom no yɛ a ɛnyɛ no, ɔtaa bɛka kyerɛ wɔn agya Yakob.

3 Na Israel pɛ ne ba Yosef asɛm sene ne mma a aka no nyinaa, ɛfiri sɛ, ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu; ɛno enti, ɔpam batakari bi a ɛyɛ fɛ maa no.

4 Ɛberɛ a ne nuanom no hunuu sɛ wɔn agya pɛ nʼasɛm sene wɔn nyinaa no, wɔtan no a na wɔnka abodwosɛm nkyerɛ no.

5 Ɛda bi, Yosef soo daeɛ. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom mmarima no, wɔtan no kyɛnee kane no mpo.

6 Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie daeɛ bi a maso.

7 Mesoo daeɛ, na yɛrekyekyere aburoo afiafi wɔ afuom. Ɛberɛ a yɛgu so rekyekyere aburoo no, amonom hɔ ara, me afiafi a makyekyere no sɔre gyinaa ntenten. Mo afiafi a moakyekyere no nso twaa me deɛ no ho hyiaeɛ, kotoo no.”

8 Yosef nuanom no bisaa no sɛ, “Enti, wʼadwene ne sɛ wobɛdi yɛn so anaa? Wogye di sɛ, ampa ara, wobɛtumi aka yɛn ahyɛ?” Esiane ne daeɛ a ɔsoeɛ no ne asɛm a ɔkaeɛ no enti, ɛmaa ne nuanom no kyirii no kɔkɔɔkɔ.

9 Afei, ɔsane soo daeɛ bio. Ɔkaa daeɛ a ɔsoeɛ no kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Montie: Maso daeɛ foforɔ bio. Mesoo daeɛ, na owia, ɔsrane ne nsoromma dubaako rekoto me.”

10 Saa daeɛ yi deɛ, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne nuammarimanom no. Nʼagya tee saa daeɛ no, ɔkaa nʼanim sɛ, “Ɛdeɛn daeɛ na woaso yi? Wopɛ sɛ wokyerɛ sɛ ampa ara, wo maame ne me ne wo nuammarimanom no bɛba abɛkoto wo anaa?”

11 Yei maa ne nuammarimanom no ani beree no mmorosoɔ. Nanso, nʼagya deɛ, ɔdwenee asɛm no ho kɔɔ akyiri.

Yosef Nuanom Bɔ Ne Ho Pɔ

12 Ɛda bi, Yosef nuammarimanom no de wɔn agya nnwan kɔɔ adidi wɔ Sekem.

13 Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Sɛdeɛ wonim no, wo nuanom no de mmoa no kɔ adidi wɔ Sekem. Bra, na mensoma wo wɔn nkyɛn.”

Yosef buaa sɛ, “Yoo, agya, mate.”

14 Enti, Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ho te sɛn, na nnwan no nso, na sane bɛka biribi kyerɛ me.” Enti, Israel somaa Yosef firii Hebron subɔnhwa no mu.

Ɛberɛ a Yosef duruu Sekem no,

15 ɔbarima bi hunuu no sɛ ɔnenam wura no mu. Ɔbarima no bisaa no sɛ, “Worehwehwɛ ɛdeɛn?”

16 Yosef buaa no sɛ, “Merehwehwɛ me nuammarima. Mesrɛ wo, wobɛtumi akyerɛ me baabi a wɔde wɔn nnwan no kɔ adidi?”

17 Ɔbarima no buaa no sɛ, “Wo nuammarimanom no afiri ha kɔ. Metee sɛ wɔreka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’ ”

Enti, Yosef tii ne nuanom no, kɔtoo wɔn wɔ Dotan hɔ.

18 Ɛberɛ a Yosef fitiiɛ no, wɔhunuu no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba. Ansa na ɔreduru wɔn nkyɛn no, wɔbɔɔ ne ho pɔ sɛ wɔbɛkum no.

19 Wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Monhwɛ! Ɔdaeɛsofoɔ no na ɔreba no!

20 Mommra seesei ara, na yɛnkum no, na yɛnto no ntwene amena no bi mu, na yɛnkɔka nkyerɛ yɛn agya sɛ, aboa bi akye no awe, na yɛnhwɛ sɛ biribi bɛfiri ne daeɛ ahodoɔ no mu aba anaa.”

21 Ruben a ɔyɛ wɔn nua panin tee saa asɛm yi no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛgye Yosef nkwa. Ɔkaa sɛ, “Mommma yɛnkum no.

22 Monnhwie mogya ngu. Momma yɛnto no ntwene amena a ɛwɔ ɛserɛ yi so no bi mu. Na mommma yɛmfa yɛn nsa nka no.” Ruben kaa saa asɛm yi de gyee no firii wɔn nsam, sɛdeɛ ɔbɛnya ɛkwan de no akɔhyɛ wɔn agya nsa.

23 Yosef bɛduruu ne nuammarimanom no nkyɛn no, wɔworɔɔ ne batakari fɛfɛ a ɛhyɛ no no.

24 Afei, wɔtoo no twenee amena bi mu. Saa amena no, na nsuo biara nni mu.

Wɔtɔn Yosef

25 Afei, ɛberɛ a anuanom no tenaa ase sɛ wɔredidi no, wɔtoo wɔn ani hunuu sɛ nyoma bebree sa so reba faako a na wɔrebɛdidi hɔ no. Wɔhunuu sɛ saa nkurɔfoɔ no yɛ Ismaelfoɔ adwadifoɔ bi a wɔsoso hyehwam, akyenkyennuro ne kurobo a wɔde firi Gilead rekɔtɔn no wɔ Misraim asase so.

26 Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Sɛ yɛkum yɛn nua yi, kata ne mogya so a, ɛdeɛn mfasoɔ na yɛbɛnya.

27 Momma yɛnyi no, na yɛntɔn no mma Ismaelfoɔ adwadifoɔ yi, sene sɛ yɛbɛkum no. Ɛkɔsi sɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua kumaa a ɔyɛ yɛn busuani.” Ne nuanom mmarima no penee nʼadebisa no so.

28 Ɛberɛ a Midian adwadifoɔ no bɛduru hɔ no, Yosef nuanom no yii no firii amena no mu, tɔn no gyee dwetɛ gram ahanu aduonu nwɔtwe (228) maa Ismaelfoɔ no, maa wɔde no kɔɔ Misraim.

29 Ruben sane nʼakyi baa amena no ho, na ɔhunuu sɛ Yosef nni amena no mu no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.

30 Ɔkɔɔ ne nuammarimanom no hɔ, kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Abarimaa no nni hɔ oo! Enti, seesei menyɛ me ho dɛn ni!”

31 Afei, anuanom no faa Yosef batakari no, kumm abirekyie, de batakari no nuu ne mogya no mu.

32 Wɔde Yosef batakari fɛfɛ no kɔɔ wɔn agya nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛhunuu saa atadeɛ yi wɔ wura mu hɔ baabi. Hwɛ sɛ ɛyɛ Yosef atadeɛ anaa?”

33 Wɔn agya hunuiɛ ampa, kaa sɛ, “Nokorɛ, ɛyɛ me ba Yosef atadeɛ! Aboa bi akye no awe. Ampa ara sɛ, aboa ko no atete Yosef ɛnam pasaa.”

34 Na Yakob sunsuanee ne ntadeɛ mu, hyɛɛ ayitadeɛ, suu ne ba no nna bebree.

35 Ne mmammarima ne ne mmammaa nyinaa bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, kyekyeree ne werɛ, nanso ankɔsi hwee. Yakob kaa sɛ, “Dabi, mede awerɛhoɔ bɛwu akɔto me ba no asamando.” Enti, nʼagya Yakob suu no.

36 Deɛ ɛbaeɛ ne sɛ, Midianfoɔ no nso kɔtɔn Yosef maa Potifar wɔ Misraim. Saa Potifar no na ɔyɛ ɔhene Farao dabehene ne nʼawɛmfoɔ so panin.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/37-b69bb8f1a5bea4b1978e4e7b568653a0.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 38

Yuda Ne Tamar

1 Ɛbaa sɛ saa ɛberɛ no ara mu, Yuda tu firii ne nuammarimanom no nkyɛn ne Adulamni ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hira kɔtenaeɛ.

2 Ɛhɔ na Yuda kɔhyiaa Kanaanni ɔbaa bi a ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sua no babaa. Yuda waree Sua babaa no.

3 Sua babaa no nyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima, na wɔtoo no edin Er.

4 Sua babaa no sane nyinsɛneeɛ woo ɔbabarima bio. Wɔtoo abɔfra no edin Onan.

5 Sua babaa no nyinsɛneeɛ ne mprɛnsa so wɔ Kesib, woo ɔbabarima bio. Saa abarimaa no nso, wɔtoo no edin Sela.

6 Ɛberɛ a Yuda abakan Er nyiniiɛ no, wɔwaree ababaawa bi a wɔfrɛ no Tamar maa no.

7 Esiane sɛ na Yuda abakan Er yɛ omumuyɛfoɔ wɔ Awurade anim no enti, Awurade kumm no.

8 Er wuo akyiri no, Yuda ka kyerɛɛ Er akyiri ba Onan sɛ, “Ɛsɛ sɛ woware okunafoɔ Tamar, sɛdeɛ yɛn amanneɛ te no, na sɛ wo ne no wo a, mma no ayɛ wo nua no adedifoɔ.”

9 Esiane sɛ na Onan mpɛ sɛ ɔbɛwo akyɛ a mmɔfra no renyɛ nʼankasa mma enti, sɛ ɔne okunafoɔ Tamar kɔda a, ɔmma nʼahobaa no ngu ɔbaa no mu. Mmom, ɔma no gu fam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenwo ɔba a ɛbɛyɛ ne nua owufoɔ no deɛ.

10 Esiane sɛ deɛ ɔyɛeɛ no nsɔ Awurade ani, sɛ ɔmpɛ sɛ ɔwo ba ma ne nua owufoɔ no enti, ɔno nso, ɔkumm no.

11 Afei, Yuda ka kyerɛɛ nʼase okunafoɔ Tamar sɛ, “Tu na kɔtena wʼagya fie sɛ okunafoɔ kɔsi sɛ me babarima Sala bɛnyini.” Na ɔsuro sɛ, Sela nso bɛwu, sɛdeɛ ne nuanom mpanimfoɔ Er ne Onan wuwuiɛ no. Enti, Tamar tu kɔtenaa nʼagya fie hɔ.

12 Ɛwɔ hɔ ara na Yuda yere a ɔyɛ Sua babaa no nso wuiɛ. Ɛberɛ a wɔyii Yuda firii kuna mu no, ɔkɔɔ ne nnwanhotwitwafoɔ nkyɛn wɔ Timna. Ɔrekɔ no, ɔne nʼadamfo Adulamni Hira na ɛkɔeɛ.

13 Obi bɛbɔɔ Tamar amaneɛ sɛ, “Wʼase Yuda rebɛtwam akɔ Timna akɔtwitwa ne nnwan ho nwi.”

14 Enti, Tamar yii ne kuna ntadeɛ no guu hɔ. Ɔfaa nkatanimu kataa nʼanim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara nhunu sɛ ɛyɛ ɔno Tamar. Afei, ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna ɛkwan so. Ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ Sela anyini deɛ, nanso na Yuda mmaa ne babarima no kwan mmaa ɔmmɛwaree no.

15 Ɛberɛ a Yuda hunuu Tamar no, na ɔdwene sɛ ɔyɛ ɔbaa dwamanfoɔ bi, ɛfiri sɛ, na wakata nʼanim.

16 Yuda kɔɔ Tamar nkyɛn wɔ ɛkwankyɛn hɔ a, na ɔnnim sɛ ɔyɛ nʼase. Yuda ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔ seesei ara na me ne wo nkɔda.”

Tamar bisaa no sɛ, “Sɛ me ne wo kɔda a, wobɛma me ɛdeɛn?”

17 Yuda buaa sɛ, “Mɛma wɔde ɔpapo afiri me nnwankuo no mu abrɛ wo.”

Tamar bisaa no bio sɛ, “Ansa na wode ɔpapo no bɛba no, ɛdeɛn na wode bɛdi wo ho agyinamu?”

18 Yuda nso bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn adeɛ na wopɛ sɛ mede di me ho agyinamu?”

Tamar buaa sɛ, “Deɛ fa di wo ho agyinamu ne wo nsa so kawa ne nʼahoma ne saa poma a ɛkura wo yi.” Enti, Yuda de saa nneɛma yi nyinaa maa Tamar ne no kɔdaeɛ, ma ɔnyinsɛneeɛ.

19 Tamar firii hɔ akyiri no, ɔkɔyii ne nkatanimu no guu hɔ, sane faa ne kunatam firaeɛ.

20 Yuda de ɔpapo no maa nʼadamfo Adulamni no sɛ, ɔmfa nkɔma ɔbaa no, na ɔnnye nneɛma a ɔde dii ne ho agyinamu no mmrɛ no no, wanhu no. Enti, Adulamni no

21 bisaa kurom hɔfoɔ no sɛ, “Ɛhe na hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ a na ɔte Enaim kwankyɛn frɛfrɛ mmarima no wɔ?”

Wɔbuaa no sɛ, “Yɛnni hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ biara wɔ ha.”

22 Enti, ɔsane kɔɔ Yuda hɔ, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Manhunu no. Ɛnna kurom hɔfoɔ nso kaa sɛ, ‘Hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ biara nni ha.’ ”

23 Yuda nso kaa sɛ, “Ma no mfa nneɛma no, na anyɛ saa a wɔbɛsere yɛn. Wo ara wodi ho adanseɛ sɛ memaa wode ɔpapo no kɔeɛ, nanso woanhunu no.”

24 Ɛbɛyɛ abosome mmiɛnsa akyiri no, Yuda tee sɛ nʼase Tamar abɔ adwaman, anyinsɛn.

Ɔtee saa asɛm no, ɔkaa sɛ, “Monkɔkye no mmra, na yɛnhye no, nku no.”

25 Wɔkɔkyeree Tamar de no reba abɛkum no no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ nʼase Yuda sɛ, “Onipa a ne nneɛma nie no na ɔne me nyinsɛneeɛ. Monhwɛ sɛ mobɛhunu onipa ko a saa nsa so kawa ne nʼahoma ne poma yi yɛ ne dea no anaa.”

26 Yuda gye too mu sɛ, saa nneɛma no yɛ ne dea. Ɔtoaa so sɛ, “Ɔbaa yi yɛ ɔteneneeni sen me, ɛfiri sɛ, mamfa no amma me babarima Sela anware.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda ankɔ Tamar ho bio.

27 Tamar awoɔ duruu so no, ɔwoo nta.

28 Ɛberɛ a ɔrewo no, nta no mu baako de ne nsa dii ɛkan baeɛ. Enti, ɔbaa a ɔregye no awoɔ no de asaawa kɔkɔɔ bɔɔ abɔfra no abakɔn, kaa sɛ, “Yei na wɔwoo no kane.”

29 Saa abɔfra no twee ne nsa sane kɔɔ mu. Ɔsane twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn abususɛm ni!” Wɔtoo no edin Peres.

30 Akyire no, ɔwoo ne nuabarima a na asaawa kɔkɔɔ bɔ nʼabakɔn no. Wɔtoo ɔno nso edin Serah.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/38-f48018bbbb78f290192933d990d54d64.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 39

Yosef Ne Potifar Yere Ho Asɛm

1 Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na ɔtua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef firii Ismaelfoɔ adwadifoɔ no nsam.

2 Na Awurade ka Yosef ho enti, nʼabrabɔ sii no yie. Ɔtenaa ne wura Misraimni no fie.

3 Yosef wura no hunuu sɛ, Awurade ka ne ho, na ɔyɛeɛ no, Awurade hyiraa so maa no na

4 nʼabrabɔ sɔɔ ne wura no ani, maa ɔde no yɛɛ ne ɔboafoɔ. Ankyɛre koraa na Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa.

5 Ɛberɛ a Potifar de Yosef sii ne fiefoɔ so panin, de nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ ne nsa no, ɛsiane Yosef enti, Awurade hyiraa Misraimni Potifar fie so. Awurade hyiraa nʼagyapadeɛ a ɛwɔ fie ne ne mfuo nyinaa so.

6 Enti, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa. Esiane sɛ Potifar de nʼagyapadeɛ ne nʼadwumadeɛ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa enti, wannwene biribiara ho sɛ aduane a ɔbɛdi nko ara.

Na Yosef yɛ aberanteɛ a ɔwɔ nnyinasoɔ, na ne ho nso yɛ fɛ yie.

7 Ankyɛre ahe biara na Yosef wura Potifar yere tuu nʼani sii ne so. Ɛda bi, Potifar yere no ka kyerɛɛ Yosef sɛ, “Bra, na wo ne me mmɛda!”

8 Nanso, Yosef ampene so, ka kyerɛɛ ne wura yere no sɛ, “Esiane sɛ efie ha biribiara hyɛ me nsa enti, me wura nnwene efie ha biribiara ho. Ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa ahyɛ me nsa.

9 Obiara nni tumi nsene me wɔ efie ha. Me wura mmfa biribiara nkame me wɔ efie ha sɛ wo nko ara, ɛfiri sɛ, woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ adeɛ a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumuyɛdeɛ a ɛte seyie! Ɛbɛyɛ bɔne kɛseɛ atia Onyankopɔn.”

10 Ɛwom sɛ ɛda biara da na Potifar yere no de saa asɛm yi dwan Yosef ho deɛ, nanso Yosef antwe ammɛn no mpo, na akɔwie sɛ ɔne no bɛda.

11 Ɛda koro bi, Yosef kɔɔ efie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ nʼadwuma. Ɔduruu hɔ no, na asomfoɔ no mu biara nni hɔ.

12 Potifar yere no sɔɔ Yosef atadeɛ mu, ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso, Yosef paa nʼatadeɛ no guu ne so, dwane firii efie hɔ.

13 Potifar yere no hunuu sɛ Yosef apa nʼatadeɛ agu ne so, na wadwane afiri efie hɔ no,

14 ɔfrɛɛ ne fiefoɔ, de nteateam ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba efie ha sɛ ɔmmɛgu yɛn anim ase. Ɔbaa ha sɛ ɔrebɛto me monnaa na meteateaam.

15 Ɔtee sɛ mereteateam no, ɔpaa nʼatadeɛ guu me so, dwane firii fie ha.”

16 Potifar yere no de Yosef atadeɛ a ɔpa guu ne so no sieeɛ, kɔsii sɛ ne kunu baeɛ.

17 Ɔbaa no bɔɔ ne kunu amaneɛ sɛ, “Hebrini akoa no a wokɔtɔɔ no brɛɛ yɛn no baa me nkyɛn sɛ anka ɔrebɛto me monnaa.

18 Meteateaam no na ɔdwane firii efie ha, gyaa nʼatadeɛ hɔ.”

19 Ɛberɛ a Yosef wura Potifar tee asɛm a ne yere ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkwan a wʼakoa no de me faa so nie” no, ne bo fuu yie.

20 Yosef wura Potifar tee asɛm no no, ɔkyeree Yosef kɔtoo afiase, faako a ɔhene nneduafoɔ guo no.

Ɛberɛ a Yosef da afiase hɔ no,

21 na Awurade ka ne ho. Awurade yɛɛ no adɔeɛ, maa ɛno enti, afiase sohwɛfoɔ panin no pɛɛ nʼasɛm yie.

22 Ɛyɛɛ saa maa afiase sohwɛfoɔ panin no de Yosef sii nneduafoɔ no nyinaa so panin, a na biribiara a wɔyɛ wɔ afiase hɔ no hyɛ ne nsa.

23 Esiane sɛ na Awurade ka Yosef ho no enti, na afiase sohwɛfoɔ panin no nha ne ho nyɛ adwuma. Ɛfiri sɛ, biribiara a Yosef bɛyɛ no nso, Awurade hyira so ma ɛsi yie.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/39-10f3815f1bb8e7e5b6d156c33454a46a.mp3?version_id=2094—