Categories
1 Mose

1 Mose 20

Abraham Ne Abimelek

1 Afei, Abraham tu firii hɔ kɔɔ anafoɔ mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkuro Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra.

2 Abraham maa nnipa no tee aseɛ sɛ, Sara yɛ ne nuabaa. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfie.

3 Nanso, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wosɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔbaa a woakɔfa no no yɛ obi yere.”

4 Nanso, na Abimelek nnya ne Sara nnaeɛ, enti ɔkaa sɛ, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi?

5 Abraham ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa.’ Na Sara no nso kaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwenem fann ne akoma mu teɛ na meyɛɛ deɛ meyɛeɛ no.”

6 Afei, Onyankopɔn soo Abimelek daeɛ bio ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ, wode adwenem fann ne akoma mu teɛ na ɛyɛɛ deɛ woyɛeɛ no; ɛno enti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno enti na mamma woamfa wo ho anka no no.

7 Ne saa enti sane fa ɔbarima no yere no kɔma no, ɛfiri sɛ, saa ɔbarima no yɛ odiyifoɔ a ɔbɛtumi abɔ mpaeɛ ama wo, ama woatena. Na sɛ woansane amfa no ankɔma no a, hunu sɛ, wo ne wʼasefoɔ nyinaa bɛwuwu.”

8 Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, ntɛm ara, Abimelek frɛɛ ne mpanimfoɔ nyinaa bɔɔ wɔn nsɛm a asisie no ho amaneɛ. Na wɔsuroo yie.

9 Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me ɔman so yi? Adeɛ a wode ayɛ me yi nyɛ adeɛ a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.”

10 Afei, Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Ɛdeɛn adwene na ɛkaa wo a ɛmaa woyɛɛ saa?”

11 Abraham buaa sɛ, “Mesusuu sɛ, nokorɛm, Onyankopɔn biara nni mo mu, ne saa enti, me yere enti, mobɛtumi akum me.

12 Yei akyiri no, ampa ara, ɔyɛ me nuabaa. Yɛfiri agya korɔ. Yɛmfiri ɛna korɔ. Ɛno enti na mewaree no no.

13 Na ɛberɛ a Onyankopɔn ka kyerɛɛ me Abraham sɛ, mentu mfiri mʼagya fie nkɔ asase a ɔbɛkyerɛ me so no, me nso, meka kyerɛɛ Sara sɛ, ‘Adɔeɛ a ɛsɛ sɛ woyɛ me nie: baabiara a yɛbɛduru no, ka sɛ, meyɛ wo nuabarima.’ ”

14 Enti, Abimelek de nnwan, anantwie, nkoa ne mfenaa brɛɛ Abraham. Na ɔde ne yere Sara sane brɛɛ no.

15 Abimelek kaa sɛ, “Mʼasasetam na ɛda wʼanim yi, ɛso baabiara a wopɛ sɛ wotena no, fa.”

16 Abimelek ka kyerɛɛ Sara nso sɛ, “Mede dwetɛ kilogram dubaako ne fa rema wo nuabarima no. Yei ne mpatadeɛ a mede rema wo wɔ bɔne a wɔde too wo so no, wɔ wɔn a wɔka wo ho no nyinaa anim. Asodie biara nna wo so.”

17 Enti, Abraham bɔɔ mpaeɛ, srɛɛ Onyankopɔn sɛ, ɔnsa ɔhene Abimelek, ɔhemmaa ne mfenaa a wɔwɔ efie hɔ yadeɛ, ma wɔnwo mma.

18 Esiane Abraham yere Sara enti, Awurade too Abimelek fiefoɔ nyinaa yafunu mu, de twee Abimelek aso.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/20-f057b9e8cd2f302d7e0e348d106dbd7c.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 21

Isak Awoɔ

1 Afei, Awurade hunuu Sara mmɔbɔ, sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no.

2 Sara nyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham wɔ ne nkɔkoraaberɛm, ɛberɛ a Awurade hyɛɛ no bɔ no mu pɛpɛɛpɛ.

3 Abraham too ɔbabarima a Sara woo no maa no no edin Isak, a aseɛ ne Sereɛ.

4 Ɛberɛ a Isak dii nnawɔtwe no, ɔtwaa no twetia, sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no.

5 Wɔwoo Isak maa Abraham no, na wadi mfeɛ ɔha.

6 Afei, Sara kaa sɛ, “Onyankopɔn ama masere. Na obiara a ɔbɛte saa asɛm yi ne me bɛbom asere.”

7 Sara ka kaa ho sɛ, “Hwan na ɔsoo ho daeɛ ka kyerɛɛ Abraham sɛ, Sara bɛwo mma. Nanso, ne nkɔkoraaberɛm yi, mawo ɔbabarima ama no.”

Wɔpam Hagar Ne Ismael

8 Abɔfra no nyiniiɛ, ma wɔtwaa no nufoɔ. Ɛda a wɔtwaa Isak nufoɔ no, Abraham too ɛpono kɛseɛ.

9 Nanso, Sara hunuu sɛ, ɔbabarima a nʼafenawa Misraimni Hagar woo no maa Abraham no redi Isak ho fɛ.

10 Enti, Sara ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Pam saa afenaa yi ne ne babarima yi firi ha; na Isak ne saa afenaa babarima yi nni wʼagyadeɛ biara mu kyɛfa.”

11 Abraham tee saa asɛm no, ɛsiane ne babarima Ismael enti, ne werɛ hoo yie.

12 Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Mma wo babarima Ismael ne wʼafenaa Hagar ho asɛm no nnha wo bebree. Asɛm biara a Sara bɛka akyerɛ wo no, tie, ɛfiri sɛ, Isak so na wɔnam bɛkan wʼasefoɔ.

13 Mɛma afenaa no babarima Ismael no nso asefoɔ ayɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ wʼaseni.”

14 Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Abraham faa aduane ne nsuo a ɛgu aboa nwoma mu, de maa Hagar. Ɔde aduane no ne nsuo no sisii Hagar mmati so, ka kyerɛɛ ɔne ne ba Ismael no sɛ, wɔnkɔ. Ɔfirii hɔ kɔkyinkyinii Beer-Seba ɛserɛ so a na ɔnhunu baabi a ɔrekɔ.

15 Nsuo a ɛwɔ aboa nwoma no mu saeɛ no, ɔde ne babarima no kɔhintaa wira no mu baabi.

16 Afei, ɔkɔtenaa akyiri baabi a woto ɛboɔ a ɛbɛtɔ, kaa sɛ, “Merentumi nhwɛ sɛ abarimaa no bɛwu.” Na ɛberɛ a Hagar te hɔ saa no, ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ.

17 Onyankopɔn tee sɛ abarimaa no resu. Onyankopɔn ɔbɔfoɔ frɛɛ Hagar firi soro bisaa no sɛ, “Hagar! Asɛm bɛn na ɛha wo? Nsuro, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ate abarimaa no su wɔ baabi a ɔda no.

18 Pagya abarimaa no, ɛfiri sɛ, mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ.”

19 Afei, Onyankopɔn buee Hagar ani, ma ɔhunuu subura bi. Ɔde aboa nwoma no kɔsaa nsuo ma, ɛnna ɔmaa abarimaa no bi nomeeɛ.

20 Onyankopɔn adom enti, abarimaa no nyiniiɛ. Ɔtenaa ɛserɛ no so hunuu agyantoɔ yie.

21 Ɛberɛ a ɔte Paran ɛserɛ so no, ne maame kɔfaa ɔbaa firi Misraim asase so de no brɛɛ no awadeɛ.

Abraham Ne Abimelek Apam

22 Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Abimelek ne ne sahene Pikol baa Abraham nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Biribiara a woyɛ no, Onyankopɔn ka wo ho.

23 Enti afei, di nse ka ntam wɔ Onyankopɔn anim kyerɛ me wɔ ha sɛ, worentwa me mma anaa mʼasefoɔ nkontompo. Saa ayamyɛ a mayɛ wo no, saa ara na fa yɛ me ne ɔman a wote so sɛ ɔmamfrani no.”

24 Abraham penee so sɛ, “Meka saa ntam no!”

25 Afei, Abraham de subura bi a Abimelek nkoa de aniɛden afa no ho asɛm kɔtoo Abimelek anim.

26 Nanso, Abimelek kaa sɛ, “Mennim onipa ko a ɔyɛɛ saa adeɛ no. Woammɔ me ho amaneɛ. Ɛnnɛ na mate saa asɛm yi.”

27 Enti, Abraham de nnwan ne anantwie brɛɛ Abimelek. Na mmarima baanu yi de yɛɛ apam.

28 Abraham yii nnwanten mma abereɛ nson firii nnwankuo no mu gyinaa fa.

29 Na Abimelek bisaa Abraham sɛ, “Nnwanten mma abereɛ nson a woayi wɔn agyina fa yi ase kyerɛ sɛn?”

30 Abraham buaa sɛ, “Nʼasekyerɛ ara ne sɛ, ɛyɛ akyɛdeɛ a mede rema wo de adi adanseɛ sɛ, me na metuu saa abura yi.”

31 Ɛfiri saa ɛberɛ no rekorɔ no, wɔfrɛɛ saa abura no, Beer-Seba a aseɛ ne Ntanka Abura, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na wɔn baanu yɛɛ apam no.

32 Wɔyɛɛ apam no wiee wɔ Beer-Seba no, ɔhene Abimelek ne ne Sahene Pikol sane kɔɔ Filistifoɔ asase so.

33 Abraham nso duaa dua bi a wɔfrɛ no ɛsɛnteɛ wɔ abura no ho wɔ Beer-Seba. Ɛhɔ na daa na ɔsom Awurade teasefoɔ no.

34 Abraham tenaa Filistifoɔ asase no so sɛ ɔmamfrani nna bebree.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/21-e0320dc3f3df39cf36fd90d2c7fad7aa.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 22

Wɔsɔ Abraham Hwɛ

1 Yeinom nyinaa akyiri, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛeɛ. Ɔfrɛɛ Abraham sɛ, “Abraham!”

Abraham buaa sɛ, “Me nie!”

2 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo ba, wo ba korɔ Isak a wodɔ no no kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ mmepɔ a ɛwɔ hɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so.”

3 Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafunumu. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Ɔtwitwaa egya a ɛbɛso ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔsiim kɔɔ baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no.

4 Ne nnansa so no, Abraham too nʼani hunuu sɛ baabi a ɔrekɔ no wɔ akyirikyiri.

5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, “Mo ne afunumu no ntwɛn ha, na me ne abarimaa no nkɔ animu kakra, nkɔsom. Sɛ yɛsom wie a, yɛbɛsane aba.”

6 Abraham faa anyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no de soaa ne ba Isak. Ɛnna ɔno nso faa egya ne sekammoa kuraeɛ. Ɛberɛ a wɔrekɔ no,

7 Isak frɛɛ nʼagya Abraham sɛ, “Agya!”

Ɛnna Abraham buaa sɛ, “Me ba, asɛm bɛn?”

Isak bisaa no sɛ, “Egya ne anyina no nie, na odwammaa a yɛde no rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ he?”

8 Abraham buaa sɛ, “Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔredwan a yɛde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.” Afei, wɔn baanu no toaa so kɔeɛ.

9 Wɔbɛduruu baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, hyehyɛɛ anyina no wɔ so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too anyina no so wɔ afɔrebukyia no so.

10 Abraham twee sekammoa no, pagyaa sɛ ɔde rebɛtwa ne ba no mene akum no.

11 Ɛhɔ ara na Awurade ɔbɔfoɔ frɛɛ no firi soro sɛ, “Abraham! Abraham!”

Ɛnna Abraham gyee so sɛ, “Me nie.”

12 Awurade ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mfa wo nsa nka abɔfra no. Ɛnyɛ no bɔne biara. Esiane sɛ woamfa wo dɔ ba, wo ba korɔ no ankame me no enti, mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn.”

13 Abraham maa nʼani so hunuu sɛ nkyɛkyerɛ bi asɔ odwennini bi mmɛn mu wɔ wira no mu hɔ. Abraham kɔkyeree odwennini no de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so, sii ne ba no ananmu.

14 Abraham too beaeɛ no din sɛ Awurade De Bɛma. Ɛbɛsi ɛnnɛ no wɔka sɛ, “wɔde bɛma wɔ Awurade bepɔ no so.”

15 Awurade ɔbɔfoɔ no frɛɛ Abraham firii soro deɛ ɛtɔ so mmienu kaa sɛ,

16 “Maka me ho ntam sɛ, ɛsiane sɛ woayɛ yei, na woamfa wo ba, wo ba korɔ no ankame me enti,

17 hyira na mɛhyira wo na mama wʼase adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na wʼasefoɔ bɛgye wɔn atamfoɔ nkuropɔn adi so.

18 Wɔnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ, woadi mʼasɛm so.”

19 Afei, Abraham sane kɔɔ nʼasomfoɔ no nkyɛn ne wɔn siim kɔɔ Beer-Seba kɔtenaa hɔ.

Nahor Mma

20 Yeinom nyinaa akyiri no, wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Milka nso yɛ ɔbaatan a wawo mmammarima ama wo nuabarima Nahor. Wɔn din na ɛdidi so yi:

21 Us yɛ abakan, Us nuabarima Bus na ɔtɔ so mmienu.

Deɛ ɔdi so ne Kemuel, a ɔyɛ Aram agya.

22 Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel.”

23 Saa Betuel yi na ɔwoo Rebeka.

Milka ne Abraham nua Nahor na wɔwowoo saa mmammarima baawɔtwe yi.

24 Nahor ne ne mpena Rehuma nso wowoo mma baanan a wɔn din de,

Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/22-1a8a6248a0168827eccb4acd1b825454.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 23

Sara Wuo

1 Sara dii mfeɛ ɔha aduonu nson.

2 Ɔwuu wɔ Kiriat-Arba a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so. Abraham kɔgyam ne yere Sara, suu no wɔ hɔ.

3 Abraham gyaa ne yere Sara amu no hɔ, kɔɔ Hetifoɔ mpanimfoɔ nkyɛn, kɔsrɛɛ wɔn sɛ,

4 “Meyɛ ɔhɔhoɔ ne mamfrani a mete mo mu. Mesrɛ mo, montɔn mo asase yi bi mma me, na mensie me yere wɔ so.”

5 Hetifoɔ no buaa Abraham sɛ,

6 “Owura, yɛsrɛ wo, tie asɛm a yɛrebɛka yi. Woyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ kɛseɛ wɔ yɛn mu. Yɛn boda biara a ɛsɔ wʼani a wopɛ sɛ wosie wo yere wɔ hɔ no, yɛma wo ho kwan, kɔsie no. Yɛn mu biara remfa ne boda nkame wo.”

7 Ɛhɔ ara, Abraham sɔre bɔɔ ne mu ase wɔ Hetifoɔ no anim,

8 ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moapene so sɛ mensie mʼamu no wɔ ha deɛ a, mepa mo kyɛw, monsrɛ Efron a ɔyɛ Sohar babarima no mma me,

9 na ɔntɔn Makpela ɔboda a ɛwɔ nʼafuo ano no mma me. Monka nkyerɛ no na ɔntɔn no sɛdeɛ ne boɔ die pɛpɛɛpɛ mma me, na mede hɔ ayɛ me ne mʼabusuafoɔ amusieeɛ.”

10 Saa ɛberɛ no na Hetini Efron a ɔte ne manfoɔ mu no buaa Abraham maa ne nkurɔfoɔ a wɔahyia wɔ kuro no ɛpono ano nyinaa tee sɛ,

11 “Dabi, me wura, tie me! Mede afuo no ne ɔboda a ɛwɔ mu no kyɛ wo. Megyina me manfoɔ anim, na mede kyɛ wo. Kɔsie wʼamu no wɔ hɔ.”

12 Bio Abraham de obuo ne anidie bɔɔ ne mu ase wɔ ɔmanfoɔ no anim,

13 ka kyerɛɛ Efron maa wɔn a wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa tee asɛm a ɔkaeɛ no sɛ, “Mesrɛ mo, ɔmanfoɔ, monyɛ aso mma me. Momma mentua asase no ka. Mompene so mma me, na mennya ɛkwan nkɔsie mʼamu no.”

14 Efron buaa Abraham sɛ,

15 “Me wura, tie me! Asase no boɔ yɛ dwetɛ kilogram ɛnan ne fa. Yɛnyɛ nnipa baako anaa? Meregye saa sika yi ayɛ ɛdeɛn? Kɔsie wʼamu no!”

16 Abraham penee Efron asɛm no so. Ɔkarii dwetɛ kilogram ɛnan ne fa a ɛyɛ asase no boɔ de maa Efron. Saa ara na na adwadifoɔ tɔn asase wɔ Hetifoɔ ɔman mu, na Hetifoɔ mpanimfoɔ no dii dwumadie no ho adanseɛ.

17 Enti, wɔde Efron asase a ɛwɔ Makpela a ɛbɛn Mamrɛ, a ɛyɛ afuo no, ɔboda a ɛwɔ mu no, nnua a ɛwɔ afuo no mu ne nʼahyeɛ so nyinaa maa

18 Abraham sɛ nʼagyapadeɛ. Yei nyinaa sii wɔ Hetifoɔ no ne wɔn a wɔbaa kuro no ɛpono no ano nyinaa anim.

19 Afei, Abraham siee ne yere Sara wɔ ɔboda a ɛwɔ Makpela afuo a ɛbɛn Mamrɛ a ɛno ara ne Hebron a ɛwɔ Kanaan asase so no mu.

20 Enti, Hetifoɔ no yɛɛ nhyehyɛeɛ de afuo no ne ɔboda a ɛwɔ mu no maa Abraham sɛ, nʼagyapadeɛ ne nʼamusieeɛ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/23-30f4812e3b89b06fef6717fae308a49f.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 24

Isak Ware Rebeka

1 Na Abraham anyini a ne mfeɛ kɔ ɛkan yie. Awurade hyiraa no akwan ahodoɔ nyinaa so.

2 Ɛda koro bi, Abraham ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ panin a ɔhwɛ nʼagyapadeɛ nyinaa so sɛ, “Fa wo nsa ka me srɛ ase.

3 Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Onyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfoɔ a me ne wɔn te yi babaa biara mma me babarima Isak.

4 Na mmom, wobɛkɔ me ɔman mu, mʼabusuafoɔ nkyɛn, akɔware ɔbaa abrɛ no.”

5 Ɔsomfoɔ no bisaa Abraham sɛ, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo ɔman no mu anaa?”

6 Abraham kaa sɛ, “Hwɛ yie na woamfa me babarima no ankɔ hɔ da.

7 Awurade, ɔsoro Onyankopɔn a ɔde me firi mʼagya fie ne mʼasase so baa ha, na ɔkaa ntam hyɛɛ me bɔ sɛ, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ no.’ Ɔno ara na ɔbɛsoma ne ɔbɔfoɔ adi wʼanim akɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛnya ɔyere afiri hɔ ama me babarima no.

8 Sɛ ɛba sɛ, ɔbaa no ampene sɛ ɔne wo bɛba a, wo ntam a wokaeɛ no nkyekyere wo. Ɛnsɛ sɛ wode me babarima no kɔ hɔ.”

9 Enti, ɔsomfoɔ no de ne nsa kaa ne wura Abraham srɛ ase, kaa saa asɛm yi ho ntam.

10 Afei, ɔsomfoɔ no faa ne wura nyoma no mu edu kɔeɛ. Ɔrebɛkɔ no, ɔgyee ne wura Abraham nkyɛn nnepa ahodoɔ bebree kaa ho. Ɔde nʼani kyerɛɛ Mesopotamia, kɔduruu Nahor kuro mu.

11 Ɔduruu Nahor kurotia no, ɔmaa nyoma no butubutuu abura bi a ɛwɔ hɔ ho. Na onwunu adwo a ɛyɛ ɛberɛ a mmaa bɛto nsuo wɔ abura no mu.

12 Na ɔsomfoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, hunu me wura Abraham mmɔbɔ, na boa me, na mʼakwantuo yi nsi yie.

13 Hwɛ, megyina abura yi so, na kuro yi mu mmabaawa rebɛto nsuo.

14 Ma ɛmmra mu sɛ, ababaawa biara a mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsuo no bi nnom no,’ sɛ ɔka sɛ, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ a, ɔnyɛ ababaawa a woapa no ama wʼakoa Isak. Ɛnam yei so bɛma mahunu sɛ, woahunu me wura mmɔbɔ.”

15 Ɔgu so rebɔ mpaeɛ no na Rebeka baeɛ a ne sukuruwa si nʼabati so. Saa Rebeka no yɛ Betuel ba. Betuel no nso yɛ Abraham nuabarima Nahor ne ne yere Milka babarima.

16 Na Rebeka no yɛ ɔbaabunu a ne ho yɛ fɛ yie. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Ɔsiane kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsuo ma, sane baeɛ.

17 Ɔsomfoɔ no de ahoɔherɛ kɔhyiaa Rebeka, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, hwie wo sukuruwa no mu nsuo no kakra ma mennom.”

18 Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kaa sɛ, “Me wura, gye bi nom.”

19 Rebeka maa ɔsomfoɔ no nsuo no bi nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Mɛsane akɔtwe nsuo no bi abrɛ wo nyoma no nyinaa nso anom.”

20 Enti, Rebeka de ahoɔherɛ hwiee ne nsuo no guu anomeeɛ bi mu, sane kɔtwee nsuo a ɛbɛso nyoma no nyinaa nom de baeɛ.

21 Ɔsomfoɔ no hwɛɛ Rebeka komm, karii no pɛɛ sɛ ɔhunu sɛ Awurade ama nʼakwantuo no asi no yie anaa.

22 Nyoma no nom nsuo no wieeɛ no, ɔsomfoɔ no yii sikakɔkɔɔ hwenemukawa a emu duru kari gram nsia ne sikakɔkɔɔ nkapo mmienu a ɛno nso mu duru yɛ gram ɔha dunan.

23 Afei, ɔbisaa sɛ, “Hwan ba ne wo? Mesrɛ wo, yɛbɛnya daberɛ wɔ wo agya fie ama adeɛ akye anaa?”

24 Rebeka buaa no sɛ, “Betuel babaa ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.”

25 Ɔka kaa ho sɛ, “Yɛwɔ ɛserɛ ne mmoa aduane bebree ne baabi a, mo nso, mobɛda.”

26 Afei, ɔsomfoɔ no buu nkotodwe, sɔree Awurade Onyankopɔn sɛ,

27 “Nhyira nka Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, sɛ ɔnnyaee nokorɛdie ne ayamyɛ a ɔyɛ ma me wura no. Me deɛ, Awurade adi mʼanim wɔ mʼakwantuo yi mu, de me abɛduru me wura abusuafoɔ fie.”

28 Rebeka tuu mmirika kɔkaa nsɛm a asisie no nyinaa kyerɛɛ ne maame fiefoɔ.

29 Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔherɛ kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so.

30 Laban hunuu hwenemukawa no ne nkapo a ɛgu ne nuabaa no nsa no, na ɔtee asɛm a ɔbarima no ka kyerɛɛ Rebeka no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kɔhunuu sɛ ɔgyina nyoma no ho wɔ asubura no so.

31 Laban ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ no sɛ, “Bra, wo a Awurade ahyira wo.” Ɔbisaa ɔsomfoɔ no sɛ, “Adɛn enti na wogyina kurotia ha? Masiesie wo daberɛ ne baabi a nyoma no nso bɛda.”

32 Enti, ɔsomfoɔ no kɔɔ efie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛsoso nyoma no. Wɔmaa nyoma no ɛserɛ ne aduane, afei Laban maa ɔsomfoɔ no ne nnipa a wɔka ne ho no nsuo de hohoroo wɔn nan ho.

33 Yei akyiri no, ɔtoo wɔn ɛpono. Nanso, ɔsomfoɔ no kaa sɛ, “Merempɛ sɛ mɛdidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.”

Laban kaa sɛ, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.”

34 Enti, ɔsomfoɔ no bɔɔ nʼamanneɛ sɛ, “Meyɛ Abraham ɔsomfoɔ.

35 Awurade ahyira me wura bebree, ama wayɛ ɔdefoɔ. Wama no nnwan ne anantwie, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa ne nyoma ne mfunumu.

36 Bio, me wura yere Sara awo ɔbabarima ama no wɔ ne mmerewaberɛ mu; Awurade na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ama no.

37 Me wura maa mekaa ntam sɛ, ‘Worenware Kanaanfoɔ a me ne wɔn te yi babaa biara mma me babarima Isak.

38 Na mmom, wobɛkɔ me ɔman mu, mʼabusuafoɔ nkyɛn, akɔware ɔbaa wɔ hɔ abrɛ me babarima Isak.’

39 “Na mebisaa me wura sɛ, ‘Na sɛ ɛba sɛ, ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn?’

40 “Me wura Abraham buaa sɛ, ‘Awurade a manante nʼanim no bɛsoma ne ɔbɔfoɔ, adi wʼanim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wʼakwantuo no bɛsi yie, na woanya ɔyere ama me babarima afiri mʼabusua mu a ɛyɛ mʼagya fie no mu.

41 Afei, sɛ ɛba sɛ, woba mʼabusua mu, na sɛ wɔamfa ɔbaa no amma wo a, wo ntam a wokaeɛ no renkyekyere wo.’

42 “Mebaa asubura no so ɛnnɛ no, mesrɛɛ sɛ, ‘Ao, Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma akwantuo yi nsi me yie!

43 Hwɛ, megyina abura yi so. Sɛ ababaawa bi bɛto nsuo wɔ ha, na meka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsuo no kakra nnom” no,

44 na sɛ ɔka sɛ, “Nom bi, na mɛma wo nyoma no nso bi anom” a, ɔnyɛ ababaawa a Awurade apa no ama me wura Abraham babarima Isak no.’

45 “Ansa na mɛwie mʼakoma mu mpaeɛbɔ no, Rebeka puee a sukuruwa si ne batiri so. Rebeka kɔɔ abura no so, kɔtoo nsuo, na meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma me nsuo no bi nnom.’

46 “Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kaa sɛ, ‘Me wura, gye bi nom na mɛsane atwe nsuo no bi abrɛ wo nyoma no nyinaa nso anom.’ Enti, menom nsuo no bi, na ɔmaa nyoma no nyinaa nso bi nomeeɛ.

47 “Mebisaa no sɛ, ‘Hwan ba ne wo?’

“Rebeka buaa sɛ, ‘Betuel ba ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.’

“Ɛhɔ ara na mede hwenemukawa no hyɛɛ ne hwenemu, ɛnna mede nkapo no nso guu ne nsa.

48 Afei, mebɔɔ me mu ase sɔree Awurade. Mekamfoo Awurade a ɔyɛ me wura, Abraham Onyankopɔn, a wadi mʼanim de me afa ɛkwan pa so, ama manya me wura nuabarima nana aware ama ne babarima no.

49 Afei, sɛ wobɛyɛ me wura adɔeɛ adi no nokorɛ a, ka kyerɛ me. Sɛ ɛnte saa nso a, ka kyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛhunu ɛkwan ko a mɛfa so.”

50 Laban ne Betuel buaa sɛ, “Saa asɛm yi firi Awurade enti, yɛnni ho asɛm biara.

51 Rebeka ni. Momfa no nkɔ, na ɔnkɔware mo wura no babarima no, sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.”

52 Ɛberɛ a Abraham ɔsomfoɔ no tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuu nkotodwe wɔ Awurade anim.

53 Afei, ɔsomfoɔ no yii sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwinneɛ ne ntadeɛ maa Rebeka. Ɔsane de nneɛma a ɛsom bo yie yɛɛ Rebeka nuabarima ne ne maame ayɛ.

54 Afei, ɔsomfoɔ no ne nnipa a wɔka ne ho no didi nomeeɛ, na wɔda maa adeɛ kyeeɛ.

Adeɛ kyee anɔpa a wɔsɔreeɛ no, ɔsomfoɔ no kaa sɛ, “Monnya me ɛkwan, na mensane nkɔ me wura nkyɛn.”

55 Nanso, Rebeka nuabarima no ne ne maame buaa ɔsomfoɔ no sɛ, “Ma ababaawa no ntena yɛn nkyɛn bɛyɛ sɛ dadu bi, na ɛno akyiri, wode no akɔ.”

56 Akoa no buaa wɔn sɛ, “Awurade ahyira mʼakwantuo yi so ama me yi deɛ, mesrɛ mo, monnnye me nka ha. Monnya me ɛkwan, na mensane nkɔ me wura nkyɛn.”

57 Afei, wɔsii gyinaeɛ sɛ, “Momma yɛmfrɛ ababaawa no, na yɛmmisa nʼadwene.”

58 Enti, wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ anaa?”

Rebeka buaa sɛ, “Aane, mɛkɔ!”

59 Enti, wɔgyaa Rebeka ne ɔbaa a ɔgyegyee no ne nkwadaaberɛm ne Abraham ɔsomfoɔ no ne ne nkurɔfoɔ ɛkwan.

60 Wɔhyiraa Rebeka sɛ,

“Onuabaa, Awurade nka wo ho,

na wʼase nnɔ mpempem!

Awurade mma wʼasefoɔ no

nni wɔn atamfoɔ nyinaa so nkonim.”

61 Afei, Rebeka ne ne mmaawa siesiee wɔn ho, tenatenaa wɔn nyoma so ne Abraham ɔsomfoɔ no kɔeɛ. Yei ne ɛkwan a Abraham ɔsomfoɔ no faa so de Rebeka kɔeɛ.

62 Saa ɛberɛ no, na Isak a na anka ɔte Negeb no firi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi.

63 Ɛda koro anwummerɛ bi a Isak kɔtuu mpase srɛ so refa adwene no, ɔtoo nʼani hunuu sɛ nyoma sa so reba.

64 Rebeka nso too nʼani, na ɔhunuu Isak. Rebeka si firii ne yoma no so,

65 bisaa Abraham ɔsomfoɔ no sɛ, “Ɔbarima bɛn na ɔnam ɛserɛ yi so rebɛhyia yɛn yi?”

Ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Ɔyɛ me wura babarima.” Enti, Rebeka yii ne nkatanimu de kataa nʼanim.

66 Abraham ɔsomfoɔ no bɔɔ Isak nsɛm a asisie no nyinaa ho amaneɛ.

67 Isak de Rebeka kɔɔ ne maame Sara ntomadan mu. Na ɔwaree no, ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Na ɔdɔ no yie. Yei maa Isak werɛ kyekyereeɛ wɔ ne maame Sara wuo akyiri.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/24-a0f12231d5eed90aaa62d2f2129e501f.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 25

Abraham Ware Ketura

1 Abraham waree ɔbaa foforɔ bi a ne din de Ketura.

2 Abraham ne Ketura wowoo saa mma a wɔn din didi so yi: Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua.

3 Yoksan woo Seba ne Dedan. Dedan asefoɔ ne Asurfoɔ, Letusfoɔ ne Leumfoɔ.

4 Midian woo Efa, Efer, Henok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa yɛ Ketura asefoɔ.

5 Abraham de nʼagyapadeɛ nyinaa maa Isak.

6 Nanso, ɛberɛ a ɔte ase no, ɔmaa ne mpena mma akyɛdeɛ, na ɔyii wɔn firii ne babarima Isak nkyɛn, ma wɔkɔɔ apueeɛ fam asase bi so.

Abraham Wuo

7 Abraham nkwanna nyinaa kɔsii mfeɛ ɔha aduɔson enum.

8 Abraham nyini bɔɔ akɔkoraa posoposo ansa na ɔrewu akɔka ne mpanimfoɔ ho.

9 Ne mmammarima Isak ne Ismael siee no wɔ Makpela boda a ɛwɔ Efron no mu. Na ɛhɔ yɛ Hetini Sohar babarima no afuo a ɛwɔ Mamrɛ apueeɛ fam.

10 Yei ne asase a Abraham tɔ firii Hetifoɔ nkyɛn no. Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara.

11 Abraham wuo akyiri no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak a na saa ɛberɛ no ɔte Beer-Lahai-Roi abura no ho no.

Ismael Asefoɔ

12 Yei ne Abraham babarima Ismael a Sara afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no woo no maa Abraham no asefoɔ ho asɛm.

13 Wɔn a wɔdidi so yi yɛ Ismael mmammarima a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no.

Na Nebaiot yɛ Ismael abakan.

Wɔn a wɔdidi so yi nso yɛ Kedar, Adbeel, Mibsam,

14 Misma, Duma, Masa,

15 Hadad, Tema, Yetur,

Nafis ne Kedema.

16 Saa edin a wɔabobɔ yi yɛ Ismael mmammarima no. Saa edin yi na ɛdeda mmusuakuo dumienu ne wɔn atenaeɛ so.

17 Ismael dii mfirinhyia ɔha aduasa nson ansa na ɔrewu. Ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ ne nkurɔfoɔ mu.

18 Ismael asefoɔ yi tenatenaa nsase a ɛfiri Hawila kɔsi Sur a ɛbɛn Misraim pɛɛ wɔ Asiria ntenesoɔ. Daa na akokoakoko wɔ mmusuakuo yi ntam.

Esau Ne Yakob

19 Abraham babarima Isak ne nʼasefoɔ ho asɛm nie.

Abraham woo Isak.

20 Isak dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Rebeka a ɔyɛ Aramni Betuel a ɔfiri Paddan-Aram no babaa. Rebeka yɛ Aramni Laban nuabaa.

21 Isak waree Rebeka mfeɛ bebree a na wɔnwo. Enti, Isak bɔɔ Awurade mpaeɛ, srɛɛ ɔba maa ne yere. Akyire yi, Awurade tiee ne mpaeɛbɔ, maa ne yere Rebeka nyinsɛneeɛ.

22 Ɛberɛ a Rebeka nyinsɛneeɛ no, ɛtɔ da a, na mmɔfra no di apereapereɛ wɔ ne yafunu mu. Sɛ ɛba saa a, ɔbisa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na ɛreyɛ me yi?” Afei, ɔbɔɔ mpaeɛ bisaa Awurade nkyɛn asekyerɛ.

23 Awurade buaa no sɛ,

“Aman mmienu na wɔwɔ wo yafunu mu.

Wɔbɛtete nnipa baanu a wɔwɔ wo yafunu mu no mu.

Mmɔfra baanu no, ɔbaako asefoɔ bɛyɛ ahoɔdenfoɔ asene ne nua a ɔka ne ho no asefoɔ.

Na ɔpanin no bɛsom akumaa no.”

24 Rebeka awoɔ duruu so no, ɔwoo ntaten.

25 Na deɛ ɔdi ɛkan baeɛ no yɛ kɔkɔɔ a ne ho nwi yɛ kuhaa te sɛ deɛ ɔhyɛ nwi atadeɛ. Enti, wɔtoo no edin Esau.

26 Yei akyiri no, ne nua no baeɛ. Na ne nsa kura Esau nantin; enti wɔtoo ne din Yakob. Rebeka woo wɔn no, na Isak adi mfeɛ aduosia.

27 Mmɔfra no nyiniiɛ no, Esau bɛyɛɛ ɔbɔmmɔfoɔ a, ɔto a, ɔmfom. Na ɔyɛ ha fa wiram baabiara. Yakob nso bɛyɛɛ obi a ɔyɛ komm a ɔmpɛ ne ho asɛm. Na ɛberɛ biara, ɔpɛ sɛ ɔtena fie.

28 Na Isak pɛ Esau asɛm yie, ɛfiri sɛ, na ɛberɛ biara ɔkɔyɛ ha de hanam a Isak pɛ ba fie. Nanso, na Rebeka deɛ, ɔpɛ Yakob asɛm.

Esau Tɔn Ne Panin

29 Ɛda bi a Esau firi wiram baeɛ a na ɛkɔm de no yie no, ɔbɛtoo sɛ ne nua kumaa Yakob nso renoa aduane bi a ani yɛ kɔkɔɔ na ɛyɛ akɔnnɔ nso.

30 Ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Mesrɛ wo, ma me wʼaduane a woanoa yi bi nni!” (Ɛno enti na wɔfrɛ Esau sɛ Edom, a asekyerɛ ne ade kɔkɔɔ).

31 Yakob buaa sɛ, “Tɔn wo panin no ma me ansa.”

32 Esau kaa sɛ, “Ɔkɔm rekum me, na mede panin reyɛ ɛdeɛn?”

33 Yakob buaa Esau sɛ, “Mate, ka ntam kyerɛ me wɔ Onyankopɔn anim sɛ, panin no yɛ me dea.” Esau kaa ntam no de tɔn ne panin no maa ne nua kumaa Yakob.

34 Enti, Yakob maa Esau aduane no bi, ma ɔdiiɛ. Ɔnom nsuo guu so, sɔre kɔɔ ne kwan.

Yei ne ɛkwan a Esau faa so tɔn ne panin no.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/25-484794da5fe5c8c33d75e2d0e31b7f89.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 26

Isak Ne Ɔhene Abimelek

1 Afei, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so. Saa ɛkɔm kɛseɛ no sene deɛ ɛbaa Abraham berɛ so no. Ɛno enti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifoɔ ɔhene Abimelek kuro mu.

2 Ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Isak, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɔ Misraim, na mmom, tena asase a mɛkyerɛ wo no so.

3 Tena asase yi so kakra, ɛfiri sɛ, mede saa asase no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ, na mede asi ɛbɔ a mehyɛɛ wʼagya Abraham no so dua.

4 Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso te sɛ nsoromma a ɛwɔ soro, na mede saa nsase yi nyinaa ama wɔn. Ɛnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase aman ahodoɔ nyinaa.

5 Ɛfiri sɛ, Abraham tiee me nne, dii me nsɛm, mʼahyɛdeɛ ne me mmara nyinaa so.”

6 Enti, Isak tenaa Gerar.

7 Ɛberɛ a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ me nuabaa.” Ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, na ɔsusu sɛ, ɛsiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ enti, anhwɛ a, na kurom hɔ mmarima akum no.

8 Isak tenaa hɔ kyɛɛ kakra no, ɛda bi, Filistifoɔ ɔhene Abimelek gyina ne mpomma mu na ɔhunuu sɛ Isak regoro ne yere Rebeka ho.

9 Ɛno enti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak baeɛ no, ɔbisaa no sɛ, “Ɔbaa no yɛ wo yere ankasa. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa?’ ”

Isak buaa no sɛ, “Mesusuu sɛ, sɛ meka sɛ ɔyɛ me yere a, ne enti, ebia, na wɔakum me.”

10 Ɛnna ɔhene Abimelek kaa sɛ, “Ɛdeɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokorɛ a woamma anna adi enti, anka obi bɛtumi afa wo yere no, na wode mmusuo aba yɛn so.”

11 Ɛno enti, Abimelek bɔɔ ne manfoɔ no kɔkɔ sɛ, “Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɛkwan biara so, wɔbɛkum no.”

12 Saa afe no ara Yakob dɔɔ afuo. Na Awurade hyiraa nʼadwumadeɛ so. Ne nnɔbaeɛ baa bebree.

13 Isak yɛɛ ɔdefoɔ. Nʼahonya kɔɔ so dɔɔso, ma ɔdii taamu.

14 Ɔnyaa nnwan, anantwie, ne asomfoɔ bebree, ma ɛyɛɛ saa maa Filistifoɔ no ani beree no yie. Saa anibereɛ yi enti, Filistifoɔ no de dɔteɛ kɔsisii

15 abura ahodoɔ a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu wɔ ne berɛ so no nyinaa ano.

16 Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Tu firi yɛn asase so, ɛfiri sɛ, wʼahonya dodoɔ aka yɛn ahyɛ.”

17 Isak tu firii Gerar kuro no mu, kɔɔ Gerar subɔnhwa mu de hɔ kɔyɛɛ nʼatenaeɛ.

18 Enti, Isak maa ne nkoa sane tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuiɛ a ne wuo akyiri no, Filistifoɔ no sisii ne nyinaa no. Ɔsane de edin korɔ no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio.

19 Isak nkoa no tuu abura foforɔ bi wɔ Gerar subɔnhwa no mu, kɔtoo nsuo a ɛyɛ korɔgyenn.

20 Nanso, Gerar nnwanhwɛfoɔ ne Isak nnwanhwɛfoɔ gyee abura no ho akyinnyeɛ. Gerar nnwanhwɛfoɔ no kaa sɛ, “Abura yi yɛ yɛn dea.” Yei maa Isak too saa abura no edin Esek, a aseɛ kyerɛ akyinnyegyeɛ abura.

21 Isak nkoa no sane tuu abura foforɔ, nanso Gerar nnwanhwɛfoɔ no sane ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Yei maa Isak sane too saa abura no nso edin Sitna, a aseɛ kyerɛ Aperedie.

22 Isak gyaa saa abura no hɔ kɔtuu abura foforɔ. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Yei maa Isak too saa abura yi edin Rehobot a aseɛ ne “Afei deɛ Awurade abɔ yɛn atenaseɛ na yɛbɛnya yɛn ho wɔ asase yi so.”

23 Isak tu firii hɔ kɔɔ Beer-Seba.

24 Anadwo no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene wʼagya, Abraham Onyankopɔn. Nsuro, ɛfiri sɛ, me ne wo na ɛwɔ hɔ. Ɛbɔ a mahyɛ mʼakoa Abraham enti, mɛhyira wo, na mama wʼasefoɔ adɔɔso, na wɔayɛ ɔman kɛseɛ.”

25 Isak sii afɔrebukyia, somm Awurade wɔ hɔ. Ɔsii ntomadan, tenaa hɔ, na ne nkoa nso tuu abura maa no.

26 Ɛda bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufoɔ Ahusad ne ne sahene Pikol firi Gerar bɛsraa Isak.

27 Isak bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mo a na mo ne me nka, na mopamoo me firii mo nkyɛn aba me ha ɛnnɛ sɛ morebɛsra me?”

28 Wɔbuaa no sɛ, “Yɛhunu pefee sɛ Awurade wɔ wʼafa enti, yɛasi gyinaeɛ sɛ, yɛne wo bɛyɛ apam. Apam no bɛda wo ne yɛn ntam. Pene so, na yɛne wo nyɛ saa apam no,

29 Ka yɛn ntam sɛ, worenha yɛn, sɛdeɛ yɛn nso, yɛanha wo no. Yɛne wo tenaa yie. Yɛgyaa wo kwan asomdwoeɛ mu. Afei, hwɛ sɛdeɛ Awurade ahyira wo.”

30 Isak too wɔn ɛpono, na wɔdidi nomeeɛ de twɛn apam a wɔne no rebɛyɛ no.

31 Adeɛ kyee anɔpa no, Isak ne mmarima no kekaa wɔn ho wɔn ho ntam, de sii wɔn apam a wɔayɛ no so dua. Afei, Isak gyaa wɔn kwan, ma wɔkɔɔ asomdwoeɛ mu.

32 Ɛda no ara, Isak asomfoɔ bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no sɛ, “Yɛato nsuo.”

33 Isak too abura no edin Seba, a aseɛ kyerɛ sɛ “Ntanka abura.” Kuro a akyire no wɔkyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ edin Beer-Seba a ɛbɛsi ɛnnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara.

34 Esau dii mfeɛ aduanan no, ɔwaree ababaawa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau sane waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon.

35 Nanso, Isak ne Rebeka bo annwo saa awadeɛ no so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/26-0b269656f8ffd778079185c4b57edee5.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 27

Yakob Gye Esau Nhyira

1 Isak bɔɔ akɔkoraa a nʼani so ayɛ no wisiwisi na ɔnhunu adeɛ papa no, ɛda koro bi, ɔfrɛɛ ne babarima panin Esau. “Me ba.”

Ɛnna Esau gyee so sɛ, “Agya, menie.”

2 Isak kaa sɛ, “Seesei mabɔ akɔkoraa, na mennim ɛda a mɛwu.

3 Fa wʼagyan ne wo bɛmma, na kɔ wiram kɔpɛ hanam bi brɛ me.

4 Fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo ansa na mawu.”

5 Ɛberɛ a Isak ne ne ba Esau rekasa no, na Rebeka retie. Enti, ɛberɛ a Esau kɔɔ sɛ ɔrekɔkum ɛnam no aba pɛ, ɛnna

6 Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ, “Yakob tie! Metee sɛ wʼagya reka akyerɛ wo nua Esau sɛ,

7 ‘Kɔpɛ hanam bi fa noa mʼakɔnnɔduane no bi brɛ me, na menni, na menhyira wo wɔ Awurade anim, ansa na mawu.’

8 Afei, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie, na di so.

9 Kɔ nnwankuo no mu, na kɔkyere nnwan mmienu a wɔadɔre sradeɛ brɛ me, na memfa nnoa akɔnnɔduane, sɛdeɛ wʼagya pɛ no pɛpɛɛpɛ mma no.

10 Sɛ menoa wie a, fa kɔma no, na ɔnni, na ɔnhyira wo ansa na wawu.”

11 Yakob ka kyerɛɛ ne maame Rebeka sɛ, “Wonim sɛ me nua Esau ho wɔ nwi, na me nso, me ho yɛ toromtorom.

12 Sɛ ɛba sɛ mʼagya de ne nsa fa me ho, na ɔhunu sɛ ɛnyɛ Esau a, ɛbɛyɛ sɛ gyama meredaadaa no, na wadome me mmom, sene sɛ anka ɔbɛhyira me.”

13 Yakob maame ka kyerɛɛ no sɛ, “Me ba, ma nnome no mmra me so. Wo deɛ, yɛ deɛ maka akyerɛ wo no ara. Kɔ na kɔkyere nnwan no brɛ me.”

14 Enti, Yakob tiee ne maame Rebeka asɛm, kɔkyeree nnwan no brɛɛ no. Na ɔkumm wɔn, de noaa akɔnnɔduane bi, sɛdeɛ Isak pɛ no pɛpɛɛpɛ.

15 Ɛno akyiri no, Rebeka faa ne ba panin Esau atadeɛ papa bi a ɛwɔ fie hɔ de maa ne ba Yakob hyɛeɛ.

16 Afei, ɔde nnwan a wɔkumm wɔn no nwoma yɛɛ ahyɛnsa, kataa Yakob nsa ho. Ɔde bi kataa ne kɔn ho nyinaa.

17 Ɔde burodo a wato no foforɔ kaa akɔnnɔduane a wanoa no ho, de maa ne ba Yakob.

18 Yakob de aduane no kɔmaa nʼagya Isak wɔ ne dan mu. Ɔduruu hɔ no, ɔkaa sɛ, “Agya!”

Isak buaa sɛ, “Mewɔ hɔ na wo hwan a?”

19 Yakob ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau. Mayɛ deɛ woka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mede hanam a wopɛ no bi anoa wʼakɔnnɔduane no abrɛ wo, enti mesrɛ wo, sɔre tena ase, na didi, na sɛ wodidi wie a, woahyira me.”

20 Isak bisaa ne ba no sɛ, “Ɛyɛɛ sɛn na wo ho ayɛ hare sɛɛ yi?”

Yakob buaa sɛ, “Awurade, wo Onyankopɔn no, na ɔgyinaa mʼakyi maa me nsa kaa hanam no bi ntɛm.”

21 Afei, Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba, twe bɛn me, na memfa me nsa nka wo nhwɛ sɛ, wo ne me ba Esau no ampa anaa.”

22 Yakob twe bɛn nʼagya Isak, na ɔde ne nsa kekaa ne ho kaa sɛ, “Nne yi yɛ Yakob nne, nanso nsa yi yɛ Esau deɛ.”

23 Isak anhunu sɛ ɛyɛ Yakob, ɛfiri sɛ, na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau pɛpɛɛpɛ. Enti, ɔhyiraa no.

24 Isak sane bisaa Yakob sɛ, “Enti, ampa ara sɛ wo ne me ba Esau no?”

Yakob buaa sɛ, “Aane, me ne Esau.”

25 Afei, Isak kaa sɛ, “Me ba, fa wʼaduane no brɛ me na menni, na medi wie a, mahyira wo.”

Yakob de aduane no brɛɛ nʼagya Isak, na ɔdiiɛ; ɔsane de nsã brɛɛ no ma ɔnomeeɛ.

26 Isak wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Me ba, bra bɛfe mʼano!”

27 Enti, Yakob kɔɔ nʼagya Isak nkyɛn kɔfee nʼano. Ɛberɛ a Isak huaa Yakob atadeɛ mu, na ɔgye too mu sɛ, ɛyɛ ne ba Esau no, ɔhyiraa no sɛ,

“Ampa ara! Me ba ho hwa te sɛ

ehwa a ɛfiri afuo

a Awurade ahyira so no mu.

28 Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo ne asase mu sradeɛ,

na afuom aduane ne nsã mmu wo so.

29 Amanaman bɛsom wo,

na nnipa nyinaa abu wo nkotodwe.

Wobɛdi wo nuanom so, na wo maame mma nso akoto wo.

Wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo nyinaa,

na wɔn a wɔhyira wo nyinaa nso,

wɔbɛhyira wɔn.”

Esau Nhyira Abɔ No

30 Isak hyiraa Yakob wieeɛ, na ɔfirii nʼagya nkyɛn kɔeɛ ara pɛ, na ne nua Esau firi nʼahayɔ baeɛ.

31 Ɔno nso noaa akɔnnɔduane brɛɛ nʼagya. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Agya, sɔre na di me hanamduane no, na hyira me.”

32 Nʼagya Isak bisaa no sɛ, “Na hwan nie?”

Esau buaa sɛ, “Ɛyɛ me wʼabakan Esau.”

33 Isak tee saa asɛm yi pɛ, ne ho hyɛɛ aseɛ wosoo biribiribiri, na ɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na hwan na ɔkɔɔ ahayɔ kɔkumm ɛnam de noaa aduane brɛɛ me yi. Medidi wieeɛ hyiraa onipa ko no pɛ na wobaeɛ yi? Nokorɛ mu ni, nhyira a mahyira no no, sɛ mesane mʼano a, ɛrenyɛ yie!”

34 Ɛberɛ a Esau tee asɛm a nʼagya kaeɛ no, ɔno nso de awerɛhoɔ teaam dendeenden, ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Agya! Hyira me. Hyira me nso bi!”

35 Nanso, Isak kaa sɛ, “Ɛnneɛ, na wo nua na ɔde nnaadaa abɛgye wo nhyira kɔ!”

36 Esau kaa sɛ, “Ɛnyɛ nwanwa sɛ wɔfrɛ no Yakob a aseɛ kyerɛ nantitwitwafoɔ. Yei ne ne mprenu so a wadaadaa me. Deɛ ɛdi ɛkan ne sɛ, ɔdaadaa me gyee me panin. Deɛ ɛtɔ so mmienu nso ne sɛ, ɔde nnaadaa agye me nhyira!” Afei, Esau bisaa nʼagya sɛ, “Enti, woannya me nhyira no bi a wode bɛhyira me nso?”

37 Isak buaa Esau sɛ, “Manya de no ayɛ wo wura dada. Mede ne nuanom nyinaa ayɛ ne nkoa. Mahyira no sɛ, ɔbɛnya afuom nnuane ne nsã foforɔ bebree. Na afei, ɛdeɛn bio na aka a mɛtumi ayɛ ama wo, me ba?”

38 Esau bisaa nʼagya sɛ, “Agya, enti nhyira baako pɛ na wowɔ? Ao, agya, hyira me nso bi!”

Esau Twaa Adwo

39 Afei, nʼagya Isak buaa no sɛ,

“Tie! Asase kesee so na wobɛtena,

na ɛsoro bosuo rentɔ wɔ so.

40 Wode wo akofena na ɛbɛtena ase,

na woasom wo nua kumaa.

Nanso, daakye bi,

sɛ wokentene wo ho a,

wobɛfiri wo nua no som ase.”

Yakob Dwane Kɔ Laban Nkyɛn

41 Esiane Esau nhyira a Yakob kɔdaadaa wɔn agya Isak gyeeɛ no enti, Esau tanee Yakob. Esau kaa wɔ ne tirim sɛ, “Ɛrenkyɛre, na mʼagya Isak awu. Sɛ ɔnya wu a, mɛkum me nua Yakob.”

42 Obi tee adwene a Esau afa wɔ ne nua kumaa Yakob ho no, ɔkɔbɔɔ wɔn maame Rebeka amanneɛ. Enti, Rebeka soma kɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua Esau abɔ ne tirim sɛ, sɛ ɔnya wo a, ɔbɛkum wo ansa na ne bo atɔ ne yam.

43 Enti, me ba, tie asɛm a merebɛka akyerɛ wo yi yie. Dwane ntɛm kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran.

44 Tena ne nkyɛn kakra wɔ hɔ, kɔsi sɛ, wo nua Esau bo bɛdwo.

45 Sɛ wo nua akoma tɔ ne yam, na ne werɛ firi deɛ woyɛɛ no, na ɔgyaa mu ma ɛka a, mɛsoma abɛka akyerɛ wo, na woafiri Haran aba. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ metena hɔ hwɛ, na me mma baanu bom wu ɛda koro?”

46 Enti, Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ, “Saa Hetifoɔ mmabaawa yi koraa ama asetena afono me. Sɛ ɛkɔba sɛ Yakob nso kɔware Hetifoɔ asase so mmabaawa yi bi a, mmaa te sɛ yeinom bi a, ɛnneɛ, na mewuiɛ koraa a, anka ɛyɛ.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/27-1b50e7b21b2dfb4039adedbc651b8229.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 28

Isak Hyira Yakob

1 Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no sɛ, “Nware saa Kanaanfoɔ mmaa yi bi da.

2 Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo maame Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmammaa no mu baako.

3 Otumfoɔ Onyankopɔn no nhyira wo. Ɔmma wʼase nnɔre bebree, na wʼasefoɔ no abɛyɛ ɔman kɛseɛ a mmusuakuo bebree bɛfiri mu aba.

4 Onyankopɔn mfa nhyira a ɔde hyiraa Abraham no nhyira wo ne wʼasefoɔ. Ɔmma asase a ɛnnɛ wote so sɛ ɔhɔhoɔ yi a ɛyɛ asase a Onyankopɔn de maa Abraham no nyɛ wo dea.”

5 Sɛdeɛ Isak gyaa ne ba Yakob ɛkwan nie: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob maame Rebeka nuabarima.

Esau Ware Ismael Babaa

6 Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ɔhyiraa no no, ɔhyɛɛ no sɛ, “Nware saa Kanaanfoɔ mmaa yi bi da.”

7 Yakob tiee nʼagya ne ne maame afotuo no siim kɔɔ Paddan-Aram.

8 Esau hunuu sɛ nʼagya Isak mpɛ Kanaanfoɔ mmaa asɛm.

9 Enti, ɔsiim kɔɔ Abraham babarima Ismael nkyɛn, kɔwaree ne babaa Mahalat. Na Mahalat yɛ Nebaiot nuabaa, na ɔyɛ Ismael a ɔno nso yɛ Abraham babarima babaa. Esau waree Mahalat kaa ne yerenom ho.

Yakob Daeɛ A Ɔsoo Wɔ Bet-el

10 Yakob firii Beer-Seba de nʼani kyerɛɛ Haran.

11 Ɔduruu baabi na onwunu redwoɔ no, ɔpɛɛ baabi soɛeɛ, ɛfiri sɛ, na adeɛ resa. Ɔfaa ɛboɔ bi wɔ baabi a waduru hɔ de yɛɛ sumiiɛ.

12 Ɔdaeɛ no, ɔsoo daeɛ bi. Daeɛ no mu, ɔhunuu sɛ atwedeɛ bi si fam a nʼatifi ka ewiem, na Onyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane.

13 Ɔhunuu sɛ Onyankopɔn gyina atwedeɛ no atifi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene Awurade, Abraham Onyankopɔn, ne wʼagya Isak Onyankopɔn. Mede asase a woda so yi bɛma wo ne wʼasefoɔ.

14 Wʼasefoɔ bɛyɛ sɛ asase so mfuturo, na mobɛtrɛtrɛ akɔ apueeɛ ne atɔeɛ, atifi ne anafoɔ nyinaa. Wo ne wʼasefoɔ mu na wɔfiri bɛhyira ewiase mmusuakuo nyinaa.

15 Yeinom nyinaa akyiri no, mɛka wo ho, na baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi, na mɛsane de wo aba saa asase yi so. Merennyaa wo da, kɔsi sɛ ɛbɔ a mahyɛ wo yi nyinaa bɛba mu.”

16 Yakob nyaneeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Ampa ara, sɛɛ na Awurade wɔ saa beaeɛ ha yi, a na mennim!”

17 Yakob suroeɛ, na ɔkɔɔ so kaa wɔ ne tirim sɛ, “Ɛha yɛ hu papa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fie. Ɔsoro ɛpono ano ne ha.”

18 Enti, Yakob sɔree anɔpatutuutu maa ɛboɔ a ɔde yɛɛ sumiiɛ no so sii hɔ, hwiee ngo guu so.

19 Ɔtoo beaeɛ no edin Bet-El a aseɛ kyerɛ Onyame fie. Kane no na anka wɔfrɛ saa kuro no Lus.

20 Afei, Yakob kaa ntam sɛ, “Sɛ Onyankopɔn bɛka me ho, ahwɛ me so wɔ saa akwantuo yi mu, ama me aduane adi, ama me ntoma afira,

21 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsane aba mʼagya fie asomdwoeɛ mu a, ɛnneɛ, Awurade bɛyɛ me Onyankopɔn.

22 Saa ɛboɔ a mede asi hɔ sɛ nkaeɛdum yi bɛyɛ Onyankopɔn fie. Biribiara a wo, Onyankopɔn, de bɛma me no, mede mu nkyɛmu edu mu baako bɛma wo.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/28-d817b83d3811e68cecc0beed092f386b.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 29

Yakob Kɔduru Paddan-Aram

1 Yakob toaa nʼakwantuo so kɔduruu apueeɛfoɔ asase so.

2 Asase no so baabi na ɔkɔhunuu abura bi a nnwankuo mmiɛnsa butubutu ho. Ɛfiri sɛ, saa abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwan no nom. Na ɛboɔ kɛseɛ bi na ɛkata abura no so.

3 Ɛberɛ biara a nnwankuo no bɛboa wɔn ho ano wɔ hɔ no, nnwanhwɛfoɔ no pire ɛboɔ no firi abura no ano ma nnwan no nsuo nom. Sɛ nnwan no nom nsuo no wie a, na nnwanhwɛfoɔ no asane de ɛboɔ no akata abura no ano.

4 Yakob bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, mofiri he na mobaa ha?”

Wɔbuaa Yakob sɛ, “Yɛfiri Haran.”

5 Yakob sane bisaa wɔn sɛ, “Monim Nahor nana Laban anaa?”

Nnwanhwɛfoɔ no nso buaa no sɛ, “Aane, yɛnim no.”

6 Afei, Yakob bisaa wɔn sɛ, “Na ne ho te sɛn?”

Wɔbuaa no sɛ, “Ne ho yɛ. Na ne babaa Rahel koraa na ɔne ne nnwan reba yi.”

7 Yakob kaa sɛ, “Monhwɛ. Owia no ano yɛ den dodo. Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔboaboa mmoa no ano nnuruiɛ. Momma wɔn nsuo nnom, na monka wɔn nkɔ wɔn adidibea.”

8 Nnwanhwɛfoɔ no buaa Yakob sɛ, “Sɛ yɛmmoaboaa nnwan no nyinaa ano, na yɛmpiree ɛboɔ no mfirii abura no ano a, yɛrentumi mma wɔn nsuo nnom.”

9 Yakob gu so ne wɔn rekasa no ara na Rahel a ɔno nso yɛ odwanhwɛfoɔ no de nʼagya nnwan baa hɔ.

10 Ɛberɛ a Yakob hunuu ne maame nuabarima Laban babaa Rahel ne ne wɔfa Laban nnwan no, ɔkɔpiree ɛboɔ no firii abura no ano. Afei, wɔmaa nnwan no nsuo nomeeɛ.

11 Afei, Yakob fee Rahel ano, na ɔsuiɛ.

12 Na Yakob aka akyerɛ Rahel sɛ, ɔno Yakob yɛ Rahel no agya busuani a ɔsane yɛ nʼagya Laban no nuabaa Rebeka babarima. Enti, Rahel tuu mmirika kɔka kyerɛɛ nʼagya.

13 Laban tee ne nuabaa Rebeka ba Yakob ho asɛm no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa no. Laban yɛɛ no atuu, fee nʼano, de no baa ne fie, maa Yakob bɔɔ no nʼananteseɛ.

14 Laban ka kyerɛɛ no sɛ, nokorɛ ni, “woyɛ me busuani.” Na Yakob tenaa Laban nkyɛn bosome.

Yakob Ware Laban Mmammaa Lea Ne Rahel

15 Ɛda koro bi, Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ, “Ɛwom sɛ woyɛ me busuani deɛ, nanso ɛno nkyerɛ sɛ, sɛ woyɛ adwuma ma me a ɛnsɛ sɛ metua wo ka. Kyerɛ me akatua a wopɛ na memfa mma wo.”

16 Na Laban wɔ mmammaa baanu. Na ɔpanin no din de Lea ɛnna akumaa no nso de Rahel.

17 Na Lea aniwa aba yɛ fɛ, ɛnna Rahel yɛ ɔbaa fɛfɛ a nʼanim yɛ nyam yie.

18 Na Yakob dɔ Rahel awadeɛ kwan so, enti ɔka kyerɛɛ Rahel agya Laban sɛ, “Sɛ wode wo babaa kumaa Rahel bɛma me aware a, anka me nso mɛsom wo mfeɛ nson.”

19 Laban kaa sɛ, “Mepene so! Ɛyɛ sɛ mede no bɛma wo aware mmom sene sɛ mede no bɛma obi foforɔ bi a mennim no. Enti, tena me nkyɛn.”

20 Esiane ɔdɔ a na Yakob dɔ Rahel enti, ɔsomm Laban mfeɛ nson, na wanhunu koraa sɛ, wasom akyɛre saa. Ɛyɛɛ no sɛ gyama ɔsomee nnansa bi pɛ.

21 Yakob som wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ Laban sɛ, “Masom awie enti, fa Rahel ma me na menware no.”

22 Ɛno enti, Laban too ɛpono kɛseɛ, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa a na ɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa baa apontoɔ no ase.

23 Na ɛduruu anadwo a esum aduru no, Laban de ne babaa Lea kɔmaa Yakob, maa ɔne no daeɛ.

24 Ɛno akyiri no, Laban de nʼafenawa Silpa kaa Lea ho sɛ ɔnkɔsom no.

25 Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Lea mmom na ɔda nʼakyi. Ɛnna Yakob bisaa Laban sɛ, “Asɛm bɛn na wo ne me adi yi? Ɛnyɛ Rahel enti na mesom wo? Adɛn enti na woadaadaa me sei?”

26 Laban buaa Yakob sɛ, “Ɛha deɛ, ɛnyɛ yɛn amanneɛ sɛ yɛde ɔbabaa kumaa ma aware wɔ ɛberɛ a ɔpanin no nwareeɛ.

27 Ma Lea nni nnawɔtwe wɔ wo nkyɛn, na nnawɔtwe no akyiri no, sɛ wopɛ Rahel ara a, mɛma woasane asom mfirinhyia nson bio, na mede no ama wo aware.”

28 Yakob penee so ne Lea tenaa nnawɔtwe. Ɛno akyiri, ɔsomm mfeɛ nson ansa na Laban de ne babaa Rahel nso maa no wareeɛ.

29 Laban de nʼafenawa Bilha nso maa ne babaa Rahel sɛ ɔnkɔsom no.

30 Yakob de ne ho kaa Rahel nso. Na ɔdɔ Rahel sene Lea. Yakob tenaa Laban nkyɛn, somm no mfirinhyia nson bio sɛdeɛ ɔne no hyehyɛeɛ no.

Yakob Mma

31 Awurade hunuu sɛ Yakob ani nnye Lea ho no, ɔbuee ne yafunu mu, nanso Rahel deɛ, na ɔnwo.

32 Lea nyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Ɔtoo no edin Ruben a asekyerɛ ne “Awurade ahunu mmɔborɔ a meyɛ.” Na Lea kaa sɛ, “Awurade ahunu me mmɔbɔ. Nokorɛm, afei na me kunu ani bɛgye me ho.”

33 Lea nyinsɛnee bio na ɔsane woo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Esiane sɛ Awurade hunuu sɛ me kunu ani nnye me ho enti, wasane akyɛ me ɔbabarima bio.” Enti, ɔtoo ne din Simeon a asekyerɛ ne “Awurade ate!”

34 Lea sane nyinsɛnee bio. Na ɔwoo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Afei deɛ, me kunu de ne ho bɛfam me ho, ɛfiri sɛ, mawo mmammarima baasa ama no.” Ɛno enti, ɔtoo no edin Lewi a asekyerɛ ne “Ahofam.”

35 Lea sane nyinsɛnee. Ɛberɛ a ɔsane woo ɔbabarima bio no, ɔkaa sɛ, “Saa ɛberɛ yi deɛ, mɛkamfo Awurade.” Ɛno enti, ɔtoo no edin Yuda, a asekyerɛ ne “Nkamfoɔ.” Yei akyiri no, ɔhomee awoɔ so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/29-e7bc6087256feff06216c299ce8ad933.mp3?version_id=2094—