Categories
1 Mose

1 Mose 10

Noa Awoɔ Ntoatoasoɔ

1 Yeinom ne Noa mmammarima: Wɔn ne Sem, Ham ne Yafet asefoɔ. Wɔwowoo mmammarima nsuyire no akyiri.

Yafet Asefoɔ

2 Yafet asefoɔ nie:

Gomer, Magog, Media, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

3 Gomer asefoɔ nie:

Askenas, Rifat ne Togarma.

4 Yawan asefoɔ nie:

Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.

5 Na wɔn asefoɔ bɛyɛɛ ɛpo so adwumayɛfoɔ wɔ nsase ahodoɔ so a na abusuakuo biara ka ne kasa nko.

Ham Asefoɔ

6 Ham asefoɔ nie:

Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

7 Kus asefoɔ nie:

Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka.

Na Raama asefoɔ nso ne:

Saba ne Dedan.

8 Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so.

9 Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokoɔdurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade ahyira no no ho.

10 Nʼahennie hyɛɛ aseɛ wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a, ne nyinaa wɔ Sinear asase so.

11 Ɔfirii saa asase no so trɛɛ nʼahennie mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne

12 Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kuro kɛseɛ wɔ saa ahemman no mu.

13 Na Misraim woo

Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ,

14 Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ agyanom.

15 Na Kanaan woo nʼabakan

Sidon ne Het.

16 Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,

17 Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ,

18 Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ.

Akyire yi, Kanaanfoɔ mmusua no peteeɛ.

19 Kanaan nsase ahyeɛ trɛ firii Sidon kɔduruu Gerar de kɔsii Gasa kɔduruu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kɔsi Lasa.

20 Yeinom ne Ham asefoɔ a wɔn mmusuakuo, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.

Sem Asefoɔ

21 Sem a na ne nua panin ne Yafet no nso woo mmammarima. Sem nananom ne Eber mma.

22 Sem asefoɔ nie:

Elam, Asur, Arfaksad, Lud ne Aram.

23 Aram asefoɔ nie:

Us, Hul, Geter ne Mas.

24 Na Arfaksad woo Sela,

ɛnna Sela woo Eber.

25 Eber woo mmammarima baanu.

Abakan no din de Peleg a asekyerɛ ne “nkyekyɛmu” ɛfiri sɛ, ne berɛ so na nnipa a wɔwɔ ewiase mu kyekyɛ kɔɔ kasa ahodoɔ mu na wɔbɔ hweteeɛ. Nʼakyiri ba no din de Yoktan.

26 Yoktan woo

Almodada, Selef, Hasarmawet, Yera,

27 Hadoram, Usal, Dikla,

28 Obal, Abimael, Seba,

29 Ofir, Hawila ne Yobab.

30 Asase a wɔte so no trɛ firi Mesa kɔsi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔ so wɔ apueeɛ fam no.

31 Yeinom ne Sem mmammarima, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.

32 Yeinom ne Noa mmammarima mmusua, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ te wɔ wɔn amanaman mu. Na ɛfiri yeinom mu na nsuyire no akyiri amanaman petee asase so.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/10-0ee94aefae81f98215dcac861ea08922.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 11

Babel Abantenten

1 Ɛberɛ bi, na nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ka kasa korɔ.

2 Saa nnipa yi tu baa apueeɛ fam no, wɔbɛtoo asase tamaa wɔ Babilonia asase so, na wɔtenaa hɔ.

3 Wɔdwennwenee ho sɛ, “Momma yɛntwa ntayaa na yɛnto mma ɛmmen yie.” Wɔde ntayaa no sii aboɔ anan na wɔde ama hyehyɛɛ ntam.

4 Afei, wɔdwennwenee ho bio sɛ, “Momma yɛnkyekyere kuro kɛseɛ, na yɛnsi abantenten a ne sorɔnsorɔmmea duru sorosoro wɔ kuro no mu, na yɛnnye edin, na yɛanhwete wɔ asase so.”

5 Awurade siane firii soro baa fam, bɛhunuu kuro kɛseɛ a wɔrekyekyere no ne abantenten a wɔresi no.

6 Afei, Awurade kaa sɛ, “Sɛ nnipa korɔ a wɔka kasa baako afiti aseɛ redi saa dwuma yi a, ɛnneɛ biribiara a wɔbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ no renyɛ wɔn den.

7 Mommra na yɛnkɔ asase so, na yɛnkɔtoto wɔn kasa, na obiara nya ne kasa, sɛdeɛ obiara nte ne yɔnko kasa.”

8 Ɛnam yei so maa Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa, ma wɔgyaee kuro kɛseɛ no kyekyere.

9 Ɛno enti na wɔfrɛɛ kuro kɛseɛ no Babel, ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Awurade totoo kasa baako a na wɔka wɔ ewiase nyinaa saa ɛberɛ no, maa wɔn kasa hodoɔ. Ɛfiri hɔ na Awurade hwetee nnipa no nyinaa mu, ma wɔpetee asase so nyinaa.

Sem Awoɔ Ntoatoasoɔ

10 Yei ne Sem asefoɔ ho asɛm.

Nsuyire no akyiri, mfeɛ mmienu no a na Sem adi mfeɛ ɔha no, ɔwoo Arfaksad.

11 Sem woo Arfaksad akyiri no, ɔtenaa ase mfeɛ aha enum, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

12 Arfaksad nso dii mfeɛ aduasa enum no, ɔwoo Sela.

13 Arfaksad woo Sela no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

14 Sela dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Eber.

15 Sela woo Eber no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

16 Eber dii mfeɛ aduasa ɛnan no, ɔwoo Peleg.

17 Eber woo Peleg no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanan ne aduasa, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

18 Peleg dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Reu.

19 Peleg woo Reu no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu ne nkron, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

20 Reu dii mfeɛ aduasa mmienu no, ɔwoo Serug.

21 Reu woo Serug no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu ne nson, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

22 Serug dii mfeɛ aduasa no, ɔwoo Nahor.

23 Serug woo Nahor no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ahanu wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

24 Nahor dii mfeɛ aduonu nkron no, ɔwoo Tera.

25 Nahor woo Tera no, akyire yi, ɔtenaa ase mfeɛ ɔha ne dunkron, wowoo mmammarima ne mmammaa bi nso kaa ho.

26 Tera dii mfeɛ aduɔson no, ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.

Tera Asefoɔ

27 Yei ne Tera asefoɔ ho asɛm.

Tera woo Abram, Nahor ne Haran. Na Haran woo Lot.

28 Ɛberɛ a Haran agya Tera te ase no, Haran wuu baabi a wɔwoo no a wɔfrɛ hɔ Ur a, ɛwɔ Kaldea asase so no.

29 Abram ne Nahor warewareeɛ. Na Abram yere din de Sarai, na Nahor nso yere din de Milka a, na ɔyɛ Haran babaa. Saa Haran yi na ɔwowoo Milka ne Iska.

30 Na Sarai yɛ obonini; na ɔnni ba.

31 Tera faa ne babarima Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼase baa Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa siim firii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ, wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ.

32 Tera dii mfeɛ ahanu ne enum, na ɔwuu wɔ Haran.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/11-28a51d14e2aeddf1c462d6894478656a.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 12

Onyankopɔn Frɛ Abraham

1 Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Gya wo ɔman, wo nkurɔfoɔ ne wo agya fiefoɔ, na kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so.

2 “Mɛma wo ayɛ ɔman kɛseɛ,

na mɛhyira wo.

Mɛma wo din atrɛ,

na woayɛ nhyira ama nnipa bebree.

3 Mɛhyira wɔn a wɔhyira wo,

na obiara a ɔdome wo no, mɛdome no.

Ɛnam wo so na wɔbɛhyira

nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.”

4 Enti, Abram kɔeɛ, sɛdeɛ Awurade Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no. Na Lot ne no kɔeɛ. Ɛberɛ a Abram refiri Haran asase so akɔ no, na wadi mfeɛ aduɔson enum.

5 Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nuabarima Haran babarima Lot, nʼagyapadeɛ ne nʼasomfoɔ a ɔnyaa wɔn wɔ Haran nyinaa, siim kɔɔ Kanaan asase so.

6 Wɔfaa asase no so ara kɔsii baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem, kɔduruu odum dua bi a ɛsi baabi a wɔfrɛ hɔ More. Ɛhɔ na wɔsii wɔn ntomadan. Saa ɛberɛ no, na Kanaanfoɔ na wɔte asase no so.

7 Afei, Awurade Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Abram ka kyerɛɛ no sɛ, “Mede saa asase yi bɛma wʼaseni.” Enti, Abram sii afɔrebukyia wɔ hɔ, de kaee Awurade Onyankopɔn a ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ no no.

8 Akyire yi, Abram firii hɔ, de nʼani kyerɛɛ mmepɔ bi a ɛwɔ apueeɛ fam, sii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Bet-El da atɔeɛ fam, na Ai nso da apueeɛ fam. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade Onyankopɔn, sɔree no wɔ hɔ.

9 Afei, Abram dii atutena ara, kɔɔ anafoɔ fam.

Abram Ne Sarai Kɔ Misraim

10 Saa ɛberɛ no, ɛkɔm kɛseɛ bi sii asase a na Abram te so no so. Enti, ɔtu kɔtenaa Misraim asase so kakra, ɛfiri sɛ, ɛkɔm a ɛbaa asase no so no, na ano yɛ den yie.

11 Ɔreyɛ aduru Misraim asase so no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ, “Menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ yie.

12 Sɛ Misraimfoɔ no hunu wo a, wɔbɛka sɛ, ‘Ne yere nie. Momma yɛnkum no, na yɛmfa no.’

13 Na sɛ woka sɛ woyɛ me nuabaa a, Misraimfoɔ no bɛhwɛ me yie, ɛfiri sɛ, wɔn ani wɔ wo ho, ɛno enti, wɔrenkum me.”

14 Ɛberɛ a wɔduruu Misraim asase so no, Misraimfoɔ no hunuu sɛ, ɔbaa no ho yɛ fɛ yie.

15 Na ɔhene Farao mpanimfoɔ hunuu no no, wɔkamfoo nʼahoɔfɛ, kɔbɔɔ no amaneɛ. Enti, ɔhene Farao soma ma wɔkɔfaa ɔbaa no baa nʼahemfie hɔ.

16 Esiane ɔbaa no ahoɔfɛ enti, ɔhene Farao hwɛɛ Abram yie, maa no nnwan, anantwie, afunumunini ne afunumubereɛ, nkoa, mfenaa ne nyoma.

17 Na ɛsiane Abram yere Sarai te a na ɔte Farao ahemfie hɔ no enti, Awurade Onyankopɔn maa ɔyaredɔm baa Farao ne ne fiefoɔ so.

18 Yei enti, Farao frɛɛ Abram bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn enti na woanka ankyerɛ me sɛ, ɔbaa no yɛ wo yere?

19 Adɛn enti na wokaa sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabaa’ na woama maware no? Sɛ saa na ɛteɛ deɛ a, gye wo yere. Wo yere nie! Fa wʼadeɛ kɔ!”

20 Na Farao hyɛɛ asraafoɔ sɛ, wɔnkɔgya Abram ne ne yere ɛkwan a wɔn fiefoɔ ne wɔn agyapadeɛ nyinaa ka ho.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/12-0b9121b76c18172aa38daad3d47cff1b.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 13

Abram Ne Lot Di Ntetemu

1 Abram tu firii Misraim. Ɔno, ne yere, Lot, nʼagyapadeɛ ne ne fiefoɔ nyinaa baa Negeb.

2 Saa ɛberɛ no na Abram anya ne ho a ɔwɔ nyɛmmoa, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii.

3 Ɔfirii Negeb hɔ no, ɔdii atutena ara kɔduruu Bet-El, baabi a ɔdii ɛkan sii ne ntomadan a ɛwɔ Bet-El ne Ai ntam no.

4 Ɛhɔ na kane no ɔsii nʼafɔrebukyia. Ɛhɔ nso na ɔkɔɔ so somm Awurade.

5 Na Lot a ɔne Abram nam no nso yɛ ɔdefoɔ a ɔwɔ nnwan, anantwie ne asomfoɔ bebree.

6 Esiane sɛ saa ɛberɛ no na Abram ne Lot nyinaa anya wɔn ho, na wɔwɔ nnwan, anantwie ne asomfoɔ pii enti, na wɔnsene asase no so.

7 Na akasakasa taa baa Abram mmoahwɛfoɔ ne Lot mmoahwɛfoɔ no ntam. Saa ɛberɛ no na Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ nso tete asase no so.

8 Enti, Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ, “Mesrɛ wo, mma akasakasa mma me ne wo anaa me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, ɛfiri sɛ, yɛyɛ anuanom.

9 Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda wʼanim yi? Ma yɛnni mpaapaemu. Sɛ wokɔ benkum a, mɛkɔ nifa, na sɛ wokɔ nifa nso a, mɛkɔ benkum.”

10 Lot hwɛɛ ne ho hyiaeɛ, hunuu sɛ asase a ɛda Yordan ho no yɛ asasebereɛ. Na nsuo wɔ mu baabiara te sɛ Eden turom anaasɛ Misraim asase a ɛda Soar fam hɔ no ara pɛ. Saa ɛberɛ no, na Awurade nnya nsɛee Sodom ne Gomora.

11 Na Lot de nʼani kyerɛɛ apueeɛ fam, faa asase a ɛda Yordan ho no. Yei ne ɛkwan a Abram ne Lot faa so dii ntetemu no.

12 Abram tenaa Kanaan asase so. Ɛnna Lot nso dii atutena wɔ nkuropɔn a ɛwowɔ nsase tamaa no so, na ɔkɔsii ne ntomadan wɔ baabi a ɛbɛn Sodom.

13 Na nnipa a wɔwɔ Sodom kuro no mu no yɛ amumuyɛfoɔ a daa wɔyɛ bɔne akɛseakɛseɛ de tia Awurade.

14 Lot tee ne ho firii Abram ho akyiri no, Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Afei, ma wʼani so hwɛ atifi fam, anafoɔ fam, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam.

15 Mede asasetam a wʼani tua yi nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ afebɔɔ.

16 Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo a obiara ntumi nkan.

17 Sɔre, kɔ na kɔhwehwɛ asase no so nyinaa, ɛfiri sɛ, mede rema wo.”

18 Enti, Abram tutuu ne ntomadan bɛtenaa odum kwaeɛ bi a ɛyɛ Mamrɛ dea wɔ Hebron. Ɛhɔ na ɔsii afɔrebukyia maa Awurade.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/13-7a9374efdc9afe47a447c9a47fcdbca8.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 14

Abram Gye Lot

1 Na ɛbaa sɛ Babiloniahene Amrafel, Elasarhene Ariok, Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal berɛ so,

2 na saa ahemfo yi ne Sodomhene Birsa, Gomorahene Birsa, Admahene Sinab, Seboimhene Semeber ne Belahene a na wɔfrɛ no Soar no dii ako.

3 Saa ahemfo yi a ɛyɛ Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene boaboaa wɔn akodɔm ano wɔ Sidim subɔnhwa a ɛno ne Nkyene Ɛpo no mu.

4 Wɔsomm Kedorlaomer mfeɛ dumienu, na afe a ɛtɔ so dumiɛnsa mu no, wɔtee atua.

5 Afe akyiri no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔbɛkaa ne ho no tuu ɔsa. Na wɔko dii saa nnipa yi so nkonim: Refaimfoɔ, a wɔwɔ Asterot-Karnaim ne Susifoɔ a wɔwɔ Ham ne Emifoɔ a wɔwɔ Kiriataim

6 ne Horifoɔ a wɔwɔ bepɔ Seir so de kɔsi El-Paran a ɛda ɛserɛ ano no.

7 Afei, wɔsane wɔn akyiri baa En-Mispat a, akyire no, wɔfrɛɛ no Kades bɛkunkumm Amalekfoɔ ne Amorifoɔ nso a na wɔte Hasason-Tamar, sɛee wɔn ɔman no nyinaa.

8 Afei, saa ahemfo baanum yi a wɔn ne Sodomhene, Gomorahene, Admahene, Seboimhene ne Belahene a akyire yi, wɔfrɛ no Soar no kɔɔ

9 saa ahemfo baanan yi a wɔn ne Elamhene Kedorlaomer, Goiimhene Tideal, Sinearhene Amrafel ne Elasarhene Ariok nkyɛn. Wɔkɔhyiaa wɔ Sidim subɔnhwa mu.

10 Na nkomena pii wɔ Sidim Bɔnhwa no mu a wɔatu ama wɔ hɔ pɛn. Enti, ɛbaa sɛ Sodomhene ne Gomorahene akodɔm no redwane no, wɔn mu bi kɔtotɔɔ nkomena no mu, na nkaeɛ no nso dwane kɔɔ mmepɔ a na ɛwɔ hɔ no so.

11 Ahemfo baanan a wɔdii nkonim no fom Sodom ne Gomorafoɔ ahodeɛ ne wɔn nnuane nyinaa de kɔeɛ.

12 Esiane sɛ na Abram nuabarima ba Lot te Sodom asase so no enti, nkonimdifoɔ no faa ɔno ne nʼagyapadeɛ nyinaa kɔeɛ.

13 Na Sodom ne Gomora adwanefoɔ no mu baako bɛbɔɔ Hebrini Abram ɔko no mu amaneɛ. Saa ɛberɛ no, na Abram abɔ ne ho atenaseɛ wɔ odum kwaeɛ bi a ɛyɛ Amorini Mamrɛ dea no ase. Mamrɛ yi nso, na ne nuanom ne Eskol ne Aner a na wɔyɛ Abram aboafoɔ no.

14 Ɛberɛ a Abram tee sɛ wɔafa ne busuani Lot dommum no, ɔboaboaa ne fiefoɔ nnipa ahasa ne dunwɔtwe a wɔatete wɔn sɛ akofoɔ ano, ma wɔtii atamfoɔ no, kɔsii kuro bi a wɔfrɛ no Dan mu.

15 Ɛda no anadwo, Abram kyekyɛɛ nʼakodɔm no mu, ma wɔto hyɛɛ atamfoɔ no so, kunkumm wɔn, taa wɔn kɔduruu kuro bi a wɔfrɛ no Hoba a ɛwɔ Damasko atifi fam no mu.

16 Abram gyee ɔko mu nneɛma a wɔfaeɛ no nyinaa faa ne busuani Lot ne nʼagyapadeɛ ne mmaa ne nnipa foforɔ a wɔkyekyee wɔn no nyinaa sane baeɛ.

17 Abram kɔdii Kedorlaomer ne ahemfo a na wɔka ne ho no so nkonim akyiri no, Sodomhene bɛhyiaa no wɔ Sawe bɔnhwa a ɛno ara na wɔfrɛ no Ɔhene Bɔnhwa no mu.

18 Na Salemhene Melkisedek a na ɔyɛ Ɔsorosoro Awurade Onyankopɔn ɔsɔfoɔ no de burodo ne nsã brɛɛ no.

19 Afei, Melkisedek hyiraa Abram sɛ:

“Ɔsorosoro Onyankopɔn a ɔbɔɔ soro ne asase,

nhyira nka wo, Abram.

20 Na nhyira nka Ɔsorosoro Onyankopɔn,

a ɔde wʼatamfoɔ ahyɛ wo nsam no.”

Na Abram maa Melkisedek nneɛma a ne nsa kaeɛ no nyinaa mu biara nkyekyɛmu edu mu baako.

21 Afei, Sodomhene ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Fa me nnipa a wofaa wɔn no ma me kɛkɛ, na wo nso, fa nneɛma a aka no nyinaa.”

22 Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sodomhene sɛ, “Madi nse aka ntam akyerɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn, ɔsoro ne asase yɛfoɔ sɛ,

23 Merennye biribiara, sɛ ɛyɛ asaawa ahoma baako anaa mpaboa so ahoma mpo, mfiri wo nkyɛn, na woanka da sɛ, ‘Me na memaa Abram nyaa ne ho.’

24 Merennye hwee mfiri wo nkyɛn, gye deɛ me mmarima yi adi nko. Me nkurɔfoɔ Aner, Eskol ne Mamrɛ deɛ, ma wɔn wɔn kyɛfa.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/14-8d38483eaf220803a03e4b04602d7bc5.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 15

Onyankopɔn Ne Abram Apam

1 Yeinom akyiri no, Awurade kasa kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehunu mu sɛ,

“Abram, nsuro.

Meyɛ wo kyɛm.

Meyɛ wo kyɛfa a ɛsom bo.”

2 Abram nso buaa sɛ, “Ao, Awurade Onyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me wɔ ɛberɛ a menni ɔba. Onipa a ɔbɛdi mʼadeɛ no yɛ Damaskoni Elieser?”

3 Na Abram toaa so sɛ, “Wommaa me mma enti, akoa a wɔwoo no wɔ me fie no na ɔbɛdi mʼadeɛ.”

4 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ɔbarima yi renni wʼadeɛ da, agye wʼankasa wo yafumma.”

5 Onyankopɔn de Abram kɔɔ afikyire, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Pagya wʼani hwɛ soro na hwɛ sɛ wobɛtumi akan ɔsoro nsoromma anaa.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ara na wʼasefoɔ bɛdɔɔso.”

6 Abram gyee asɛm a Awurade kaeɛ no diiɛ. Ne saa enti, Awurade buu no onipa tenenee.

7 Awurade Onyankopɔn kyerɛɛ Abram bio sɛ, “Mene Awurade a mede wo firi Ur a ɛwɔ Kaldeafoɔ asase so baeɛ sɛ mede saa asase yi rema wo sɛ wʼagyapadeɛ.”

8 Nanso, Abram kaa sɛ, “Ao, Ɔsorosoro Awurade, ɛbɛyɛ sɛn na mɛhunu sɛ, asase no bɛyɛ me dea?”

9 Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Fa nantwie ba a wadi mfeɛ mmiɛnsa, abirekyibereɛ a wadi mfeɛ mmiɛnsa, odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, anyankuku ne aborɔnoma ba brɛ me.”

10 Abram de yeinom nyinaa brɛɛ Onyankopɔn, paapae wɔn mu mmienu, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ animu, de guguu hɔ. Na nnomaa no deɛ, wampaapae wɔn mu.

11 Na apete bɛsisii mmoa no afunu so no, Abram pamoo wɔn.

12 Ɛberɛ a owia rekɔtɔ no, Abram daa hatee, na esum kabii a ɛyɛ hu tɔɔ ne so.

13 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Gye di sɛ wʼasefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayadeɛ mfeɛ ahanan.

14 Nanso, mɛtwe saa ɔman a wʼasefoɔ bɛsom wɔn no aso, na ɛno akyiri no, wɔbɛfiri ɔman a wɔsom mu no mu aba sɛ adefoɔ.

15 Wo deɛ, wobɛwu asomdwoeɛ mu. Wobɛnyini akyɛre yie ansa na woawu.

16 Nanso, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so ɛnan no mu, wʼasefoɔ bɛsane aba saa ɔman yi mu bio. Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ yi, Amorifoɔ a wɔte saa asase yi so ɛnnɛ yi bɔne a wɔyɛ no nnya nnuruu deɛ wɔtwe wɔn aso ma ɛyɛ yie.”

17 Na ɛbaa sɛ owia kɔtɔeɛ, na esum duruiɛ no, Abram hunuu egyakukuo bi sɛ ɛrefiri wisie ne ogyatɛn a ɛrederɛ bɛfaa mmoa a wɔakum wɔn no afunu afaafa no ntam.

18 Saa ɛda no ara, Awurade ne Abram yɛɛ apam, kaa sɛ, “Mede saa asase a ɛfiri Misraim asubɔnten no ho, de kɔsi asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho bɛma wo ne wʼasefoɔ.

19 Saa ara nso na mede Kenifoɔ, Kenesifoɔ, Kadmonifoɔ,

20 Hetifoɔ, Perisifoɔ, Refaimfoɔ,

21 Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Girgasifoɔ ne Yebusifoɔ nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ no.”

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/15-ffb7f73af8556a6c1800ad5b89197205.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 16

Ismael Awoɔ

1 Saa ɛberɛ yi, na Sarai nwoo ɔba mmaa Abram. Na ɔwɔ Misraimni abaawa bi a wɔfrɛ no Hagar;

2 enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Wo ara wonim sɛ Awurade ama mayɛ obonini; manwo ɔba! Mesrɛ wo, kɔ na wo ne mʼabaawa Hagar nkɔda; ebia ɛnam ne so na manya mma.”

Abram penee asɛm a Sarai ka kyerɛɛ no no so.

3 Abram tenaa Kanaan asase so mfeɛ edu akyiri no, ne yere Sarai de Misraimni abaawa Hagar no kɔmaa ne kunu no sɛ, ɔnware no.

4 Abram ne Hagar daeɛ, na ɔnyinsɛneeɛ.

Ɛberɛ a Hagar hunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔhyɛɛ aseɛ buu nʼawuraa Sarai animtia.

5 Enti Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ, “Saa ɔhaw a aba me so yi nyinaa firi wo! Mede mʼabaawa maa wo; afei a wahunu sɛ wanyinsɛn no enti, ɔtiatia mʼanim. Awurade mmu me ne wo ntam atɛn.”

6 Nanso, Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ, “Ɔyɛ wʼabaawa. Deɛ wopɛ sɛ wode yɛ no biara, fa yɛ no.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Sarai tanee nʼabaawa Hagar ani, ma ɔdwane firii ne nkyɛn.

7 Awurade ɔbɔfoɔ hunuu Hagar wɔ nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ no so. Na saa nsuo aniwa no da ɛkwan a ɛkɔ kuro bi a wɔfrɛ no Sur no nkyɛn.

8 Ɔbɔfoɔ no bisaa Hagar sɛ, “Sarai abaawa Hagar, wofiri he, na worekɔ he?”

Hagar buaa no sɛ, “Meredwane afiri mʼawuraa Sarai nkyɛn.”

9 Na Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Hagar sɛ, “Sane kɔ wʼawuraa no nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.”

10 Ɔbɔfoɔ no ka kaa ho sɛ, “Mɛma wʼase afɛe a, wɔkan a, ɛnyɛ yie.”

11 Awurade ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ Hagar sɛ,

“Woanyinsɛn,

na wobɛwo ɔbabarima.

Wobɛto no edin Ismael, ɛfiri sɛ,

Awurade ate wʼamanehunu.

12 Ɔbɛyɛ sɛ ɛserɛ so afunumu.

Ɔbɛtia nnipa nyinaa,

na nnipa nyinaa nso bɛtia no;

atutupɛ so na

ɔne ne nuanom bɛtena.”

13 Yei akyiri ɔde edin foforɔ maa Awurade. Ɔkaa sɛ, “Mahunu Deɛ ɔhunu me.” Ɛno enti, ɔde edin El-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn a ɔhunu me” no, too no.

14 Ɛno enti na wɔfrɛ nsuo aniwa no sɛ Beer-Lahai-Roi a aseɛ ne “Onyankopɔn Teasefoɔ a ɔhunu me abura.” Ɛda Kades ne Bered ntam bɛsi ɛnnɛ.

15 Enti Hagar woo ɔbabarima maa Abram. Abram too abɔfra no edin Ismael.

16 Hagar woo Ismael no, na Abram adi mfeɛ aduɔwɔtwe nsia.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/16-174affe23720ca30fc85123684b1c25d.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 17

Twetiatwa Apam

1 Abram dii mfeɛ aduɔkron nkron no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ, “Mene Otumfoɔ Onyankopɔn, nante mʼanim na yɛ pɛ.

2 Mɛsi apam a ɛda me ne wo ntam no so dua, na mama wʼasefoɔ adɔɔso.”

3 Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ,

4 “Me fa mu deɛ, saa apam yi na ɛda me ne wo ntam: wobɛyɛ aman bebree agya.

5 Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, ɛfiri sɛ, mayɛ wo aman bebree agya.

6 Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afiri wɔn mu.

7 Mɛma mʼapam no ayɛ daapem apam a ɛbɛda me ne wo ne wʼasefoɔ ne awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no ntam. Na mɛyɛ wo ne wʼasefoɔ Onyankopɔn.

8 Mede Kanaan asase a ɛnnɛ wote so sɛ ɔhɔhoɔ no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no nyinaa. Ɛbɛyɛ asase a ɛyɛ wʼagyapadeɛ afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn.”

9 Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Wo deɛ, ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefoɔ ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no di mʼapam no so.

10 Yei ne mʼapam a ɛda me ne wo ntam a ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefoɔ ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no di so. Ɛsɛ sɛ wɔtwa ɔbarima biara twetia.

11 Ɛsɛ sɛ motwa twetia. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛda me ne mo ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ.

12 Ɔbarima biara a ɔyɛ wʼaseni a wɔbɛwo no no, ɔdi nnawɔtwe pɛ a, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ wo fie ne ɔnanani biara a woyii sika tɔɔ no firii ɔmamfrani nkyɛn a ɔnyɛ wʼaseni no nso, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia saa ara.

13 Sɛ wɔwoo no wo fie oo, sɛ nso, wokarii sika kɔtɔɔ no oo, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia. Saa honam mu apam yi bɛyɛ daapem apam.

14 Wɔbɛpam ɔbarima biara a wɔntwaa no twetia no afiri ne nkurɔfoɔ mu, ɛfiri sɛ, saa onipa no anni mʼapam no so.”

15 Onyankopɔn sane ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛfa wo yere Sarai ho nso, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, woremfrɛ no Sarai bio. Wobɛfrɛ no Sara.

16 Mɛhyira no, na mɛma no awo ɔbabarima ama wo. Mɛhyira no ma wabɛyɛ aman nyinaa maame. Nʼasefoɔ mu na amanaman mu ahemfo bɛfiri.”

17 Abraham de nʼanim butuu fam bio. Ɔsere bisaa ne ho sɛ, “Ɛbɛtumi aba sɛ ɔbarima a wadi mfeɛ ɔha bɛwo ɔba anaa? Sara nso a wadi mfeɛ aduɔkron no nso, ɔbɛtumi awo ɔba anaa?”

18 Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Ao, Onyankopɔn ɛnneɛ, hyira Ismael!”

19 Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Mmom, wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na wobɛto no edin Isak, a aseɛ ne Sereɛ. Me ne no bɛyɛ daapem apam a ɛbɛtena hɔ ama nʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no nyinaa.

20 Na Ismael ho asɛm a wokaeɛ no nso, mate. Mɛhyira no ama nʼase adɔre bebree. Ɔbɛyɛ aberempɔn dumienu agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ.

21 Nanso, me ne Isak a Sara bɛwo no, afe sɛsɛɛ no, na ɛbɛyɛ mʼapam no.”

22 Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Abraham wieeɛ no, ɔgyaa no hɔ kɔeɛ.

Wɔtwa Abraham Twetia

23 Saa ɛda no ara, Abraham faa ne babarima Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fie ne mmarima a wɔtɔɔ wɔn firii ananafoɔ nkyɛn, twitwaa wɔn nyinaa twetia, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.

24 Wɔtwaa Abraham twetia no, na wadi mfeɛ aduɔkron nkron.

25 Ne babarima Ismael nso, wɔtwaa no twetia no, na wadi mfeɛ dumiɛnsa.

26 Saa ɛda no ara, na wɔtwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia.

27 Ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fie, wɔn a wɔwoo wɔn wɔ Abraham fie ne ɔbarima biara a wɔtɔɔ no firii ɔnanani bi nkyɛn no, wɔtwitwaa wɔn nyinaa twetia, kaa Abraham ho.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/17-4754a513da6015e81074b6429e6c5833.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 18

Onyankopɔn Hyɛ Abraham Ne Sara Awoɔ Ho Bɔ

1 Awia ketee bi a Abraham te ne ntomadan a ɛwɔ Mamrɛ odum kwaeɛ ɛkwan ano no, Awurade yii ne ho adi bio kyerɛɛ no.

2 Abraham maa nʼani so no, ɔhunuu sɛ mmarima baasa bi apue ne ntentenesoɔ. Ɔhunuu wɔn no, ɔtuu mmirika firii ne ntomadan no kwan ano kɔhyiaa wɔn, kotoo wɔn.

3 Abraham kaa sɛ, “Me wura, sɛ manya adom wɔ wʼanim a, ntwa me a meyɛ wʼakoa ho nkɔ.

4 Momma wɔmfa nsuo bi mmrɛ mo nhohoro mo nan ase, na monhome wɔ nnua yi ase kakra.

5 Moaba mo akoa nkyɛn yi, momma mempɛ aduane kakra bi mma monka mo ano, na monnya ahoɔden nkɔ mo kwan.” Nnipa no penee so kaa sɛ,

“Ɛyɛ, yɛ deɛ wopɛ sɛ woyɛ.”

6 Enti, Abraham de ahoɔherɛ kɔɔ ne yere Sara nkyɛn wɔ ntomadan no mu, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ka wo ho fa asikyiresiam pa susukora mmiɛnsa, na fɔtɔ na fa to burodo.”

7 Afei, Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ nʼanantwibuo no mu, kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na wadɔre sradeɛ de no maa ne ɔsomfoɔ, ma ɔde ahoɔherɛ yɛɛ ne ho adwuma.

8 Afei, ɔfaa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba a ɔde anoa aduane no, de too nnipa baasa no ɛpono. Ɛberɛ a nnipa no gu so redidie no, na ɔgyina wɔn nkyɛn wɔ nnua no ase.

9 Nnipa no bisaa Abraham sɛ, “Wo yere Sara wɔ he?”

Abraham buaa wɔn sɛ, “Ɔwɔ ntomadan no mu.”

10 Afei, Awurade kaa sɛ, “Deɛ ɛbɛyɛ biara, afe sɛsɛɛ mɛba wo nkyɛn, na mɛba no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”

Saa ɛberɛ no, na Sara gyina ntomadan no ɛpono akyiri, retie nkɔmmɔ no.

11 Na Abraham ne Sara nyinaa anyinyini yie a wɔn mfeɛ akɔ animu koraa enti, na Sara awoɔ apa ho.

12 Sara tee asɛm no, ɔseree ne tirim, kaa sɛ, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akɔkoraa yi, ɛbɛyɛ sɛn na manya saa anigyedeɛ yi?”

13 Enti, Awurade bisaa Abraham sɛ, “Adɛn enti na Sara sere bisaa sɛ, ‘Ampa ara sɛ manyini aduru seyie yi, mɛtumi awo ba?’

14 Biribi boro Awurade ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sɛsɛɛ a mɛsane aba sɛdeɛ mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”

15 Na Sara suro enti, ɔtwaa atorɔ sɛ, “Mansere.”

Nanso, Onyankopɔn kaa sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ wosereeɛ.”

Abraham Di Ma Sodom

16 Mmarima no kraa sɛ wɔrekɔ no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Abraham kɔgyaa wɔn kwan.

17 Afei, Awurade kaa sɛ, “Adeɛ a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ no, memfa nsie Abraham anaa?

18 Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ Abraham bɛyɛ ɔman kɛseɛ a ɛwɔ tumi. Na ɛnam Abraham so na wɔbɛhyira amanaman a ɛwɔ asase so nyinaa.

19 Ɛfiri sɛ, mapa Abraham sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fiefoɔ Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade tenenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu.”

20 Afei, Awurade kaa sɛ, “Mate nnebɔne a ɛyɛ duru a ɛrekɔ so wɔ Sodom ne Gomora no.

21 Mɛkɔ hɔ makɔhwɛ sɛ, deɛ wɔyɛ no yɛ bɔne a ɛyɛ duru, sɛdeɛ mate no anaa. Sɛ ɛnte saa nso a, mɛhunu.”

22 Na mmarima baasa no mu baanu danee wɔn ani kyerɛɛ Sodom. Nanso, Abraham deɛ, na ɔda so gyina Awurade anim.

23 Afei, Abraham twe bɛn Onyankopɔn bisaa no sɛ, “Wobɛsɛe nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ nyinaa afra anaa?

24 Na sɛ nnipa tenenee aduonum wɔ kuro no mu a wobɛsɛe kuro no a worenhwɛ saa nnipa tenenee aduonum no ho nnyae kuro no sɛeɛ?

25 Ɛmpare wo sɛ wobɛyɛ saa, sɛ wobɛkum nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ afra, de asotwe korɔ no ara bɛma nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ. Ɛmpare wo! Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?”

26 Na Awurade kaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduonum wɔ Sodom kuro no mu a, wɔn enti, merensɛe kuro no.”

27 Na Abraham bisaa sɛ, “Afei, me a meyɛ nsõ ne dɔteɛ a mensɛ hwee, nanso masi me bo ne Awurade akasa yi,

28 sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee no dodoɔ yɛ aduanan enum nso ɛ? Esiane saa nnipa enum a wɔafiri nnipa tenenee aduonum no so ama aka nnipa tenenee aduanan enum no enti, wobɛsɛe kuro mu no nyinaa anaa?”

Onyankopɔn buaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduanan enum wɔ kuro no mu a, merensɛe no.”

29 Abraham toaa nʼadebisa no so sɛ, “Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee aduanan pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?”

Na Awurade buaa Abraham sɛ, “Nnipa tenenee aduanan no enti, merensɛe kuro no.”

30 Abraham kɔɔ so srɛɛ bio sɛ, “Mesrɛ wo, Awurade, mma wo bo mfu me, ma menkasa. Sɛ ɛba sɛ nnipa tenenee aduasa na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?”

Awurade buaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduasa a, merensɛe kuro no.”

31 Afei, Abraham bisaa sɛ, “Masi me bo ne Awurade akasa yi, ɛba sɛ nnipa tenenee aduonu pɛ na wɔwɔ kuro no mu ɛ?”

Onyankopɔn buaa sɛ, “Saa nnipa tenenee aduonu no enti, merensɛe kuro no.”

32 Abraham kɔɔ so bisaa sɛ, “Ao, Awurade, mma wo bo mfu me; ma memmisa mʼasɛm baako pɛ a ɛtwa toɔ. Sɛ ɛba sɛ, nnipa tenenee edu na wɔwɔ kuro no mu nso ɛ?”

Awurade buaa sɛ, “Saa nnipa tenenee edu no enti, merensɛe kuro no.”

33 Ɛberɛ a Awurade ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔgyaa Abraham hɔ kɔeɛ. Abraham nso sane kɔɔ nʼatenaeɛm.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/18-32ea7bd684884c17676571f73850ef07.mp3?version_id=2094—

Categories
1 Mose

1 Mose 19

Sodom Ne Gomora Amumuyɛ

1 Ɔsoro abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ. Na Lot te kuro no ɛpono ano. Ɛberɛ a Lot hunuu sɛ wɔreba no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn ɛkwan. Ɔbuu nkotodwe, de nʼanim butuu fam, nam so maa wɔn akwaaba.

2 Ɔkaa sɛ, “Me wuranom, mesrɛ mo, mommɛsoɛ mo akoa fie, na memma mo nsuo nhohoro mo nan ho, na monna, na ɔkyena anɔpatutuutu, moatoa mo akwantuo no so.”

Nanso, abɔfoɔ no buaa sɛ, “Dabi, mmom, yɛbɛda adwabɔeɛ.”

3 Nanso, Lot kɔɔ so srɛɛ wɔn anibereɛ so enti, wɔne no kɔɔ ne fie. Ɔtoo burodo a wamfa mmɔreka amfra ɛda no ara, de too wɔn ɛpono, ma wɔdiiɛ.

4 Ansa na wɔbɛkɔ akɔda no, Sodomfoɔ mpanin ne mmɔfra nyinaa firi kuro no afanan bɛtwaa efie no ho hyiaeɛ.

5 Wɔteateaam frɛɛ Lot bisaa no sɛ, “Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi wɔ he? Fa wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nkɔda.”

6 Lot firii adi, too ne ɛpono mu, kɔhyiaa Sodom mmarima no.

7 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me nuanom, mesrɛ mo, monnyɛ amumuyɛsɛm a ɛte saa.

8 Montie! Mewɔ mmammaa baanu a wɔnhunuu mmarima da. Momma memfa wɔn mmrɛ mo, na deɛ mopɛ biara, moayɛ wɔn. Na saa mmarima baanu yi deɛ, mommfa mo nsa nka wɔn, ɛfiri sɛ, wɔaba me suhyɛ banbɔ mu.”

9 Ɛdɔm no teateaam sɛ, “Twe wo ho! Woyɛ hwan? Yɛn na yɛama wo baabi atena wɔ ha, na afei deɛ worebɛkyerɛ yɛn deɛ yɛnyɛ. Yɛne wo bɛdi no anibereɛ so asene nkurɔfoɔ no.” Ɛdɔm no twi faa Lot so, na wɔhyɛɛ aseɛ bubuu apono no.

10 Nanso, ɔsoro abɔfoɔ baanu a wɔhyɛ efie hɔ no pue bɛtwee Lot kɔhyɛɛ efie hɔ, too ɛpono no mu.

11 Ɔsoro abɔfoɔ baanu no maa mpanin ne mmɔfra a wɔgyinagyina ɛpono no akyiri no ani firafiraeɛ enti, wɔanhunu ɛpono no koraa.

Sodom Ne Gomora Sɛeɛ

12 Afei, ɔsoro abɔfoɔ baanu no bisaa Lot sɛ, “Wowɔ abusuafoɔ bi wɔ kurom ha sɛ ɛyɛ wo nsenom, wo mmammaa, wo mmammarima anaa obi foforɔ bi a ɔyɛ wo ho onipa? Yi wɔn nyinaa firi ha,

13 ɛfiri sɛ, yɛrebɛsɛe saa kuro yi pasaa. Amumuyɛsɛm a ɛtia nnipa yi a aduru Awurade anim no ano den enti, wasoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe kuro yi.”

14 Enti, Lot firii adi, kɔbɔɔ mmarima bi a wɔahyɛ bɔ sɛ wɔbɛwareware ne mmammaa no amaneɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ no ntɛm, na momfiri kuro yi mu, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn rebɛsɛe kuro yi!” Nanso, na saa mmarima yi susu sɛ ɔredi fɛ bi.

15 Anɔpahema no, ɔsoro abɔfoɔ no hyɛɛ Lot sɛ, “Ntɛm! Ka wo ho, na fa wo yere ne wo mmammaa baanu a wɔwɔ ha no firi ha kɔ; anyɛ saa a, wɔde mo bɛfra kuro no, asɛe mo.”

16 Ɔtwentwɛnee ne nan ase no, ɔsoro abɔfoɔ no sosɔɔ Lot ne ne yere ne ne mmammaa baanu no nsa, twee wɔn, de wɔn firii kuro no mu asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, Awurade hunuu wɔn mmɔbɔ.

17 Ɔsoro abɔfoɔ no yii Lot mmammaa baanu no firii kuro no mu ara pɛ, abɔfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Monnwane nnye mo kra nkwa; monnhwɛ mo akyiri. Monnnyina baabiara. Monnwane nkɔ mmepɔ no so, anyɛ saa a, mobɛwuwu!”

18 Nanso, Lot ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ao, dabi me wuranom!

19 Mo akoa anya mo anim adom, na moayɛ me adɔeɛ kɛseɛ de agye me nkwa. Nanso, me deɛ, merentumi nnwane nkɔ mmepɔ no so, ɛfiri sɛ, mesuro sɛ anhwɛ a, saa amanehunu yi bɛto me, ama mawu.

20 Hwɛ, kuro ketewa bi bɛn ha. Mesrɛ mo, momma menkɔhinta hɔ mmom, na manhwere me nkwa. Kuro no nsua anaa?”

21 Ɔsoro abɔfoɔ no ka kyerɛɛ Lot sɛ, “Ɛyɛ, mepene wʼabisadeɛ yi so; merensɛe saa kuro ketewa no.

22 Ɛnneɛ, dwane kɔ hɔ ntɛm, ɛfiri sɛ, sɛ wonnuruu hɔ a, merenyɛ biribiara.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, na wɔfrɛɛ kuro no Soar a aseɛ ne kuro ketewa.

23 Ɛberɛ a Lot duruu Soar no, na owia apue.

24 Afei, Awurade maa sɔfe ne ogya tɔ firii soro, guu Sodom ne Gomora so.

25 Saa ɛkwan yi so na wɔfa de sɛee saa nkuropɔn mmienu ne asasetam no nyinaa. Nnipa a na wɔtete saa nkuropɔn no so ne asase no so afifideɛ nso nyinaa sɛeɛ.

26 Nanso, Lot yere twaa nʼani hwɛɛ nʼakyiri ma ɔdanee nkyene esie.

27 Adeɛ kyee anɔpatutuutu no, Abraham kɔɔ baabi a ɔgyinaa Awurade anim no.

28 Ɔmaa nʼani so hwɛɛ Sodom ne Gomora fam ne asasetam no so nyinaa, hunuu wisie kumɔnn a abua asase no so te sɛ wisie a ɛfiri fononoo mu.

29 Ɛberɛ a Onyankopɔn sɛee nkuro a ɛwɔ asase tamaa no so no, Onyankopɔn kaee Abraham, na ɔyii Lot firii ɔsɛeɛ a ɛbaa nkuro a na Lot te so no mu no.

Lot Ne Ne Mmammaa Baanu No

30 Afei, Lot ne ne mmammaa baanu no tu firii Soar kɔtenaa ɔbodan bi a na ɛwɔ mmepɔ no mu, ɛfiri sɛ, na ɔsuro sɛ ɔbɛtena Soar.

31 Ɛda koro bi, ɔbabaa panin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, “Yɛn agya abɔ akɔkoraa, na ɔbarima biara nso nni ha a ɔne yɛn bɛda, sɛdeɛ wɔyɛ no ewiase baabiara no.

32 Ne saa enti, ma yɛmma yɛn agya nsã nnom, na afei, yɛne no nna, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnam ne so bɛma yɛn ase adɔre.”

33 Saa anadwo no, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na ɔbabaa panin no ne no kɔdaeɛ. Lot anhunu ɛberɛ korɔ a ne babaa panin no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ korɔ a ɔsɔre kɔeɛ.

34 Adeɛ kyeeɛ no, ɔbabaa panin no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ, “Nnora anadwo, me ne mʼagya daeɛ. Saa anadwo yi, ma yɛnsane mma no nsã nnom, na wo nso, wo ne no nkɔda, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛnam yɛn agya so bɛma yɛn ase adɔre.”

35 Saa anadwo no nso, wɔmaa wɔn agya nsã nomeeɛ. Na akumaa no nso ne nʼagya kɔdaeɛ. Bio, Lot anhunu ɛberɛ ko a akumaa no de bɛdaa hɔ ne ɛberɛ ko a ɔsɔre kɔeɛ.

36 Enti, Lot ne ne mmammaa baanu no nyinsɛneeɛ.

37 Ne babaa panin no woo ɔbabarima, na ɔtoo no edin Moab. Ɔno na ɔyɛ Moabfoɔ agya de bɛsi ɛnnɛ.

38 Akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no edin Ben-Ami; ɔno nso ne Amon mma agya de bɛsi ɛnnɛ.

—https://audio-bible-cdn.youversionapi.com/623/32k/GEN/19-60037c5f2785f7a5045fff667b7e0cd8.mp3?version_id=2094—