Categories
1 Makabee

1 Makabee 11

Ptoleme hyɛne Siria

1 Afei Misraim hene boaa akofoɔ pii ano sɛ ɛpo ano anwea, ne nsuhyɛn bebree; na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔnam nnaadaa kwan so bɛgye Aleksandro ahennie na ɔde aka n’ankasa ahennie ho.

2 Ɔsiim de asomdwoeɛ nsɛm kɔɔ Siria, na nnipa a wɔwɔ nkuro no mu no buee wɔn apono maa no, na ɔkɔ kɔhyiaa no, ɛfiri sɛ na Ɔhene Aleksandro ahyɛ sɛ wɔnhyia no, ɛsiane sɛ na ɔyɛ Aleksandro ase barima.

3 Nanso ɛberɛ a Ptoleme hyɛnee nkuro no mu no, ɔde akofoɔ abansifoɔ tenaa kuro biara mu.

4 Ɛberɛ a ɔbɛnee Asoto no, wɔkyerɛɛ no Dagon abosonnan a wɔahyeɛ no, ne afunu a ɛgugu hɔ, ne wɔn a Yonatan hyee wɔn wɔ ɔko mu no, ɛfiri sɛ na wɔaboaboa ano wɔ ne kwan ho.

5 Wɔsan nso kaa deɛ Yonatan ayɛ, sɛ wɔde rebɔ no soboɔ; nanso ɔhene yɛɛ komm.

6 Yonatan hyiaa ɔhene wɔ Yopa wɔ anidie mu, na wɔkyeakyeaa wɔn ho na wɔdaa hɔ anadwo no.

7 Na Yonatan ne ɔhene no kɔɔ ara kɔduruu asubɔnten a wɔfrɛ no Eleuterus ho; na afei ɔsan baa Yerusalem.

8 Enti Ɔhene Ptoleme nyaa tumi wɔ mpoano nkuro no so de kɔsi Seleusia a ɛda ɛpo ho no, na ɔkɔɔ so ara faa adwene bɔne tiaa Aleksandro.

9 Ɔsomaa ananmusifoɔ kɔɔ Ɔhene Demetrius nkyɛn kaa sɛ: Bra ma yɛnyɛ apam, na mede wo bɛma me babaa a na ɔyɛ Aleksandro yere no aware, na wobɛdi w’agya ahennie so.

10 Afei na manu me ho sɛ mede me babaa maa no, ɛfiri sɛ wapɛ sɛ anka ɔku me.

11 Ɔde soboɔ no bɔɔ Aleksandro ɛfiri sɛ na n’ani bere n’ahennie no.

12 Enti ɔgyee ne babaa no firii ne nsam na ɔde no maa Demetrius. Ɔtwee ne ho firii Aleksandro ho, na wɔn manso no bɛdaa adi pefee.

13 Ɛnna Ptoleme hyɛnee Antiokia na ɔkɔhyɛɛ Asia ahenkyɛ no. Yei kyerɛ sɛ ɔde ahenkyɛ mmienu hyɛɛ ne ti, Misraim ahenkyɛ ne Asia deɛ no.

14 Saa berɛ no na Ɔhene Aleksandro wɔ Kilikia, ɛfiri sɛ nnipa a wɔwɔ mantam no mu no ate atua.

15 Ɛberɛ a Aleksandro teeɛ no, ɔbɛhyiaa no ne no koe. Ptoleme siim de akofoɔ a wɔyɛ den kɔhyiaa no, na ɔmaa wɔn dwanee.

16 Enti Aleksandro dwane kɔɔ Arabia kɔbɔɔ ne ho adwaa hɔ, na Ɔhene Ptoleme dii nkonim.

17 Sabdiel ne Arab twaa Aleksandro ti na ɔsoma de kɔmaa Ptoleme.

18 Nanso nnansa akyi no, Ɔhene Ptoleme wui, na nnipa a wɔtete abandenden no mu hɔ no kunkumm n’akofoɔ no wɔ abandenden no mu hɔ.

19 Ɛno nti Demetrius bɛyɛɛ ɔhene wɔ afe ɔha aduosia nsonmu.

Yonatan yɛ amanyɛsɛm

20 Nna no mu Yonatan boaboaa Yudeafoɔ sɛ wɔrekɔto ahyɛ abankɛseɛ a ɛwɔ Yerusalem no so, na ɔhyehyɛɛ akodeɛ a wɔde bubu afasuo a ɔde bɛko atia no.

21 Nanso atuatefoɔ bi a wɔtan wɔn man kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ Yonatan retua abankɛseɛ no.

22 Ɛberɛ a ɔtee yei no, ne bu fui, na ɔteeɛ no, ntɛm ara na ɔsiim baa Ptolemais; na ɔtwerɛ kɔmaa Yonatan sɛ ɔnnyae atuateɛ no, na mmom ɔmmɛhyia no wɔ Ptolemais ntɛm ara na wɔmfa adwene.

23 Ɛberɛ a Yonatan tee yei no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔ so ara ntua abankɛseɛ no. Ɔyii Israel mpanimfoɔ no mu bi ne asɔfoɔ no mu bi, na ɔde ne nkwa dii agorɔ,

24 ɛfiri sɛ ɔkɔɔ ɔhene hɔ wɔ Ptolemais de sika, dwetɛ, ntadeɛ ne akyɛdeɛ pii kɔmaa no. Na ɔnyaa ɔhene anim adom.

25 Ɛwom sɛ na atuatefoɔ bi a wɔfiri ne man mu kɔ so ara bɔ no kwaadu deɛ,

26 nanso ɔhene no yɛɛ no te sɛ deɛ na n’akannifoɔ yɛe no ara; ɔkorɔnn no wɔ ne Nnamfonom nyinaa anim.

27 Ɔsii no pi sɛ ɔno ne ɔsɔfo panin ne animuonyam ahodoɔ a na akane no ɔwɔ, na ɔmaa wɔkan no kaa ne Nnamfonom atitire no ho.

28 Afei Yonatan bisaa ɔhene no sɛ ɔmfa Yudea ne Samaria mansini mmiɛnsa no ho nkyɛ wɔn wɔ ɛtoɔ tua mu, na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no dwetɛbena ahasa.

29 Ɔhene penee so, na ɔtwerɛɛ krataa a ɛfa nnoɔma yeinom nyinaa ho kɔmaa Yonatan; na emu nsɛm no te sɛ deɛ ɛdidi soɔ yi:

30 Ɔhene Demetrius de kɔma ne nua Yonatan ne Yudafoɔ man, mekyea mo.

31 Nwoma a yɛtwerɛ faa wo ho kɔmaa yɛn busuani Lastenes nhwɛsoɔ na yɛatwerɛ de rebrɛ wo nso yi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wobɛhu deɛ ɛreka.

32 Ɔhene Demetrius de kɔma n’agya Lastenes, mekyea wo.

33 Yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ ama Yudafoɔ a wɔyɛ yɛn ayɔnkofoɔ no, ɛsiane adɔeɛ a wɔayi no adi akyerɛ yɛn no nti.

34 Yɛasi no pi sɛ Yudea, Afairema ne Lida amansini no yɛ wɔn dea; akyire deɛ no, wɔde mantam a wɔn ne wɔn bɔ hyeɛ no nyinaa aka wɔn ho firi Samaria. Na wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ wɔ Yerusalem no, yɛama wɔn fawohodie wɔ adehyeɛ toɔ a na anka wɔtua firi asase no so nnɔbaeɛ ne nnua so nnuaba de ma ɔhene afe biara no ho.

35 Na ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, ɛtoɔ nkaeɛ a ɛyɛ yɛn dea no, ntotosoɔ du du, ɛtoɔ a ɛsɛ sɛ ɛba yɛn nkyɛn no, ne nkyene amena ne ahenkyɛ toɔ a wɔyi ma yɛn no, yɛbɛma mo agyae yeinom nyinaa tua.

36 Na mmoa sika yi, wɔrentwa mu da ɛfiri nnɛ de kɔsi daa.

37 Afei hwɛ yei yie na yɛ ne nhwɛsoɔ bi, na wɔmfa ma Yonatan na wɔmfa nto baabi a wɔbɛhu wɔ bepɔ kronkron no so.

Trifo kontokyisɛm

38 Ɛberɛ a Ɔhene Demetrius hunuu sɛ asase no so ayɛ dinn wɔ n’anim na obiara nsɔre ntia no no, ɔgyaa n’akofoɔ no nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn afie mu, na ɛkaa ahɔhoɔ akofoɔ a wɔfaa wɔn firii nsupɔ a ɛwɔ aman soɔ no. Enti akofoɔ a na anka wɔasom n’akannifoɔ tanee no.

39 Afei Trifo bi a akane no na ɔyɛ Aleksandro akyitaefoɔ no mu baako; ɔhunuu sɛ akofoɔ no nyinaa renwiinwii tia Demetrius. Enti ɔkɔɔ Arabni Imalkue a na ɔretete Aleksandro ba kumaa Antiokus,

40 na ɔhyɛɛ no dendeenden sɛ ɔmfa Antiokus ma no, na ɔmmɛsi n’agya ananmu nni hene. Ɔsan nso ka kyerɛɛ Imalkue adeɛ a Demetrius ayɛ, ne ɔtan a Demetrius akofoɔ tan no; na ɔtenaa hɔ nna bebree.

41 Afei Yonatan soma kɔɔ Ɔhene Demetrius nkyɛn sɛ ɔnyi akofoɔ a wɔwɔ Yerusalem abankɛseɛ ne abandenden mu no hɔ; ɛfiri sɛ na wɔda so ara ne Israel di ako.

42 Ɛnna Demetrius soma de asɛm yi kɔmaa Yonatan sɛ: Ɛnyɛ yei nko na mɛyɛ ama wo ne wo man, na mmom mede animuonyam kɛseɛ bɛma wo ne wo man, sɛ menya ɛberɛ a ɛsɛ a.

43 Seesei deɛ wobɛbɔ mmɔden asoma mmarima a wɔbɛboa me, ɛfiri sɛ m’akofoɔ no nyinaa ate tua.

44 Enti Yonatan soma de mmarima abrane mpem mmiɛnsa kɔmaa no wɔ Antiokia, na ɛberɛ a wɔbɛduruu ɔhene nkyɛn no, ɔhene no ani gyee sɛ wɔabɛduru.

45 Afei nnipa a wɔwɔ kuro no mu boaboaa wɔn ho ano, na na wɔn dodoɔ yɛ mpem ɔha aduonu, na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔbɛku ɔhene.

46 Nanso ɔhene dwane kɔhyɛɛ ahemfie. Ɛnna afei kuro no mu nnipa gyee kuro no abɔntene fae, na wɔfirii aseɛ koe.

47 Enti ɔhene frɛɛ Yudafoɔ no sɛ wɔmmɛboa no, na wɔbɛtwaa ne ho hyiae, na afei wɔfefaa kuro no mu baabiara; na ɛda no wɔkumm nnipa bɛyɛ ɔpeha.

48 Wɔde ogya hyee kuro no na wɔfaa asadeɛ pii ɛda no, na wɔgyee ɔhene no nkwa.

49 Na ɛberɛ a nnipa a wɔwɔ kuro no mu hunuu sɛ Yudafoɔ no anya tumi wɔ kuro no so sɛdeɛ wɔpɛ no, wɔn akoma tui, na wɔsu de kyɛw pa kɔmaa ɔhene sɛ:

50 Dom yɛn asomdwoeɛ, na ma Yudafoɔ no nnyae ɔko a wɔreko tia yɛn ne yɛn kuro no.

51 Na wɔtotoo wɔn akodeɛ guu fam na wɔyɛɛ asomdwoeɛ nhyehyɛɛ. Saa nti Yudafoɔ no nyaa animuonyam wɔ ɔhene no ani so ne nnipa a wɔwɔ ahemman no mu nyinaa ani so, na wɔsan de asadeɛ pii baa Yerusalem.

52 Enti Ɔhene Demetrius tenaa n’ahennie adwa so, na asase no so dwoe ne berɛ so.

53 Nanso ɔbuu ne bɔhyɛ a ɔhyɛeɛ no nyinaa so; na ɔno ne Yonatan ntam teteeɛ, na papayɛ a Yonatan yɛɛ no no, mmom ɔde ayakayakadeɛ na ɛtuaa ne so ka.

Trifo gye ahennie no

54 Yei akyi no, Trifo san bae, na na abarimaa Antiokus a ɔfirii aseɛ hyɛɛ ahenkyɛ na ɔdii adeɛ no ka ne ho.

55 Akofoɔ a Demetrius yii wɔn adie no nyinaa boaa wɔn ano baa ne nkyɛn, na wɔn ne Demetrius koe, na ɔdwanee, na ɔdii nkoguo.

56 Trifo kyeree asono no na ɔnyaa tumi wɔ Antiokia so.

57 Afei aberanteɛ Antiokus twerɛ kɔmaa Yonatan kaa sɛ: Mefoa wo so wɔ wo sɔfo panin yɛ no, na mede mansini nnan hyɛ wo nsa, na mayɛ wo ɔhene Nnamfonom no mu baako.

58 Ɔsan nso soma maa wɔde sika plɛte ne ɔsom pono bi kɔmaa no, na ɔmaa no kwan sɛ ɔnom sika nkuruwa ano na ɔnhyɛ beredum atadeɛ na ɔmmɔ sika aboomu.

59 Ɔyii Yonatan nua Simon sɛ amrado firi Lader a ɛwɔ Tiro de kɔsi Misraim ahyeɛ so.

Yonatan ne Simon satuo

60 Afei Yonatan siim na ɔtuu kwan traa asubɔnten no ne nkuro no, na Siria asraafoɔ no nyinaa boaa wɔn ho ano bɛyɛɛ n’ayɔnkofoɔ. Ɛberɛ a ɔbaa Askelon no, nnipa a wɔwɔ hɔ no hyiaa no, na wɔhyɛɛ no animuonyam.

61 Ɛfiri hɔ no, ɔkɔɔ Gasa, nanso nnipa a wɔwɔ Gasa no sii no kwan. Yei nti ɔtuaa kuro no de ogya hyee n’aborɔno no na ɔfomm mu nnoɔma fae.

62 Afei nnipa a wɔwɔ Gasa no srɛɛ Yonatan, na ɔne wɔn yɛɛ asomdwoeɛ apam, na ɔfaa wɔn ahemfo mmabarima nnommum, na ɔde wɔn baa Yerusalem. Na ɔtwaam faa ɔman no mu kɔduruu Damasko.

63 Afei Yonatan tee sɛ Demetrius mpanimfoɔ no de asraafoɔ dɔm kɛseɛ aba Kades a ɛwɔ Galilea, na wɔafa adwene sɛ wɔbɛyi no afiri ne diberɛ.

64 Ɔkɔhyiaa wɔn, na mmom ɔgyaa ne nua Simon hɔ wɔ ɔman no mu.

65 Simon kyeree nsra wɔ Bet-sur anim na ɔko tiaa no nna bebree na ɔkaa wɔn miaeɛ.

66 Afei wɔsrɛɛ no sɛ ɔne wɔn nyɛ asomdwoeɛ ho nhyehyɛɛ, na ɔyɛɛ saa. Ɔyii wɔn firii hɔ, na ɔfaa kuro no, na ɔde abansifoɔ duaa hɔ.

67 Yonatan ne n’asraafoɔ no kyeree nsraban wɔ asuo a ɛwɔ Genesaret ho. Anɔpahema na wɔkɔɔ Hasor asasetam no ho,

68 na asasetam no so hɔ na asraafoɔ ahɔhoɔ no hyiaa no; na wɔahunta retɛ no wɔ mmepɔ no so, nanso wɔn ankasa bɛhyiaa no anim ne anim.

69 Afei mmarima atɛfoɔ no firi wɔn mmeammea ba bɛkoe.

70 Mmarima a wɔka Yonatan ho no nyinaa dwanee; anka wɔn mu baako mpo gye Matatias a n’agya ne Absalom, ne Yuda a n’agya ne Kalfi, asahene a wɔdeda asraafoɔ dɔm no ano.

71 Yonatan sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔde mfuturo guu ne tirim, na ɔbɔɔ mpaeɛ.

72 Afei ɔsan danee ne ho kɔɔ akono ne n’atamfoɔ kɔkoe, na ɔdii wɔn so, na wɔdwanee.

73 Ɛberɛ a ne mmarima a wɔredwane no hunuu yei no, wɔsan baa ne nkyɛn bɛkaa ne ho ne no tii wɔn kɔɔ Kades, wɔn nsraban mu, na wɔkyeree nsra wɔ hɔ.

74 Asraafoɔ ahɔhoɔ no mu dodoɔ bɛyɛ mpem mmiɛnsa totɔe ɛda no. Na Yonatan san baa Yerusalem.

Categories
1 Makabee

1 Makabee 12

Wɔne Roma ne Sparta yɛ apam

1 Afei ɛberɛ a Yonatan hunuu sɛ ɛberɛ no yɛ ma no no, ɔyii mmarima somaa wɔn kɔɔ Roma sɛ wɔnkɔsi wɔne wɔn ayɔnkofa no so dua na wɔnyɛ no foforɔ.

2 Ɔsan nso de nkrataa a ɛreka asɛm korɔ no ara kɔɔ Sparta ne mmeaɛ afoforɔ.

3 Saa nti wɔkɔɔ Roma na ɔhyɛnee mmarahyɛbadwa dan no mu na wɔkaa sɛ: Yonatan, ɔsɔfo panin no ne Yuda man asoma yɛn sɛ yɛmmɛyɛ yɛne wɔn ayɔnkofa ne apam dada no foforɔ.

4 Na Romafoɔ no maa wɔn nkrataa de kɔmaa nkurɔfoɔ a wɔwɔ baabiara, sɛ wɔngya ananmusifoɔ no kwan ma wɔnkɔduru Yuda asase so dwoodwoo.

5 Yei ne krataa a Yonatan twerɛ kɔmaa Spartafoɔ no nhwɛsoɔ:

6 Yonatan, ɔsɔfo panin, ɔman no mmarahyɛbadwa, asɔfoɔ, ne Yudafoɔ nkaeɛ de kɔma wɔn nuanom Spartafoɔ, yɛkyea mo.

7 Ɛberɛ a abɛsene korɔ no, wɔde krataa bi kɔmaa Ɔsɔfopanin Onias a ɔfiri Arius, a na ɔka mo ho, kaa sɛ mo yɛ yɛn nuanom, sɛdeɛ nhwɛsoɔ a wɔatwerɛ no kyerɛ no.

8 Onias de anidie gyee asomafoɔ no, na ɔgyee krataa a ɛka apam ne ayɔnkofa no pefee.

9 Saa nti, ɛwom sɛ yɛnhia saa nnoɔma yi deɛ, ɛsiane sɛ yɛnya yɛn nkuranhyɛ firi nwoma kronkron a yɛwɔ wɔ yɛn nsam yi mu,

10 yɛagye atom sɛ yɛbɛsoma, na abusuayɛ ne ayɔnkofa a yɛn ne mo wɔ no ayɛ foforɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛn ne mo ntam nteɛ, ɛfiri sɛ mode nwoma brɛɛ yɛn no akyɛre yie.

11 Saa nti yɛkae mo ɛberɛ biara mu, yɛn afahyɛ ne nna afoforɔ a ɛfata mu nyinaa, wɔ afɔdeɛ a yɛbɔ ne yɛn mpaebɔ mu, sɛdeɛ ɛtene na ɛyɛ papa sɛ yɛkae anuanom no.

12 Na yɛn ani gye wɔ mo animuonyam mu.

13 Na mmom yɛn ara deɛ, sɔhwɛ ne akodie bebree atwa yɛn ho ahyia; ahemfo a wɔatwa yɛn ho ahyia atu yɛn so sa.

14 Na yɛmpɛ sɛ saa akokoakoko yi bɛha mo ne yɛn nnamfonom ne ayɔnkofoɔ nkaeɛ no,

15 ɛfiri sɛ yɛwɔ mmoa a ɛfiri Ɔsoro bɛboa yɛn, enti wɔgyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam, na wɔbrɛɛ yɛn atamfoɔ ase.

16 Saa nti yɛayi Antiokus ba Numenius ne Yason ba Antipater na yɛasoma wɔn kɔ Roma sɛ wɔnkɔyɛ yɛne wɔn kane ayɔnkofa ne apam no foforɔ.

17 Yɛahyɛ wɔn nso sɛ, wɔnsan mmra mo nkyɛn mmɛkyea mo na wɔmfa saa krataa yi a ɛfa yɛn abusuayɛ foforɔyɛ no mmrɛ mo.

18 Afei yɛsrɛ mo, momfa yei ho mmuaeɛ mmrɛ yɛn.

19 Yei ne krataa a wɔde kɔmaa Onias no nhwɛsoɔ:

20 Ɔhene Arius a ɔdi Spartafoɔ soɔ, de kɔma Ɔsɔfo panin Onias, mekyea wo.

21 Wɔahunu nsɛm bi a wɔatwerɛ afa Spartafoɔ ne Yudafoɔ ho sɛ wɔyɛ anuanom a wɔfiri Abraham abusua mu.

22 Na afei a yɛahu yei no, yɛsrɛ mo, montwerɛ biribi a ɛfa mo asetena mu yiedie ho mmrɛ yɛn;

23 yɛn fa mu, yɛtwerɛ brɛ mo sɛ mo anantwie ne mo agyapadeɛ wɔ yɛn, na yɛn deɛ nso wɔ mo. Saa nti yɛahyɛ yɛn ananmusifoɔ sɛ wɔmmɛka asɛm yi nkyerɛ mo saa ara.

Yonatan ne Simon satuo afoforɔ bi

24 Afei Yonatan tee sɛ Demetrius asafohene de akofoɔ pii a wɔdɔɔso sene akane deɛ no no sɛ wɔne no rebɛko.

25 Enti ɔfirii Yerusalem kɔe na ɔhyiaa wɔn wɔ Hamat mantam mu, ɛfiri sɛ wammma wɔn kwan biara sɛ wɔmmɛfa wɔn man mfa ntena mu.

26 Ɔsomaa akwansrafoɔ kɔɔ wɔn nsraban mu, na wɔsan ba bɛka kyerɛɛ no sɛ ɔtamfo no reboaboa wɔn ho abɛto ahyɛ Yudafoɔ so anadwo.

27 Enti owia kɔtɔeɛ no, Yonatan hyɛɛ n’akofoɔ sɛ wɔnna wɔn ho so na wɔmmia wɔn ho, sɛdeɛ wɔbɛyɛ ahoboa anadwo no nyinaa atwɛn ɔko, na ɔde twafoɔ gyinagyinaa nsraban no ho hyiae.

28 Ɛberɛ a ɔtamfo no tee sɛ Yonatan ne n’akofoɔ no resiesie wɔn ho ama ɔko no, wɔsuroe na wɔn akoma tui; enti wɔsɔɔ gya wɔ nsraban no mu na wɔtwe sanee.

29 Nanso na Yonatan ne n’akofoɔ no nnim de kɔsi anɔpa, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ ogya rehyeɛ.

30 Afei Yonatan tii wɔn, nanso wantumi anto wɔn, ɛfiri sɛ na wɔatwa Eleuterus asubɔnten no.

31 Enti Yonatan danee ne ho kɔto hyɛɛ Arabfoɔ a wɔfrɛ wɔn Sabadeafoɔ no so, na ɔkunkumm wɔn na ɔfomm wɔn nnoɔma.

32 Afei ɔtuu nsraban no na ɔkɔɔ Damasko, na ɔtwaam faa mantam mu hɔ nyinaa.

33 Simon nso firii adi na ɔfaa ɔman no kɔ kɔduruu Askelon ne abandenden a ɛbemmɛn no ho. Ɔdanee ne ho kɔɔ Yopa na ɔkɔfae mpofirim,

34 ɛfiri sɛ na wate sɛ wɔrebɛdane abandenden no ama wɔn a Demetrius asoma wɔn no. Na ɔde abansifoɔ duaa hɔ sɛ wɔnwɛn.

35 Ɛberɛ a Yonatan san baeɛ no, ɔfrɛɛ ɔman no mu mpanimfoɔ nhyiamu, na ɔne wɔn faa adwene sɛ wɔbɛsisi abandenden wɔ Yudea,

36 na wɔato Yerusalem afasuo no tentene bio, na wɔasi pampim wɔ abankɛseɛ no ne kuro no ntam, na ate ne ho afiri kuro no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛgya no nko ara, na n’abansifoɔ no ntumi ntɔ na wɔntumi ntɔn.

37 Enti wɔboaa wɔn ho ano sɛ wɔresi kuro no bio; na ɔfasuo no fa a ɛwɔ bonhwa a ɛwɔ apueeɛ fam no abubu, na ɔsiesiee ɛfa a wɔfrɛ no Kafenata no.

38 Simon nso sii Adida a ɛwɔ Sefela no; na ɔbɔɔ ho ban na ɔde mpratwom sisii apono no.

Trifo kye Yonatan

39 Afei Trifo pɛɛ sɛ ɔbɛdi hene wɔ Asia na ɔde ahenkyɛ hyɛ, na wama ne nsa so atia Ɔhene Antiokus.

40 Ɔsuroo sɛ ebia Yonatan remma no kwan mma no nyɛ saa, na mmom ɔne no bɛko, enti ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛkye no na waku no. Ɔfirii adi baeɛ bɛduruu Bet-san.

41 Yonatan de akofoɔ a wɔayi wɔn mpem aduanan firii adi kɔhyiaa no, na ɔbɛduruu Bet-san.

42 Ɛberɛ a Trifo hunuu sɛ ɔde asraafoɔ dɔm kɛseɛ aba no, ɔsuroo sɛ ɔde ne nsa bɛka no.

43 Enti ɔde anidie gyee no na ɔkamfoo no maa ne Nnamfonom nyinaa, na ɔmaa no akyɛdeɛ na ɔhyɛɛ ne Nnamfonom ne n’akofoɔ no sɛ wɔntie no sɛdeɛ wɔtie no no.

44 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Adɛn nti na woaha saa nnipa yi nyinaa saa wɔ berɛ a yɛrenko?

45 Gya wɔn kwan ma wɔnkɔ fie na ɛnka nnipa kakraa bi ma wɔntena wo ho, na ma yɛnkɔ Ptolemais. Mede bɛma wo, ɛne abandenden afoforɔ ne akofoɔ nkaeɛ no ne mpanimfoɔ no nyinaa, na mɛdane me ho akɔ fie. Na yei ara nti na mewɔ ha.

46 Yonatan gyee no diiɛ na ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no; ɔgyaa n’akofoɔ no kwan maa wɔkɔe, na wɔsan baa Yuda asase so.

47 Ɔgyaa mmarima mpem mmiɛnsa kaa ne ho, ɔgyaa wɔn mu mpem mmienu wɔ Galilea, ɛberɛ a apem kaa ne ho.

48 Nanso ɛberɛ a Yonatan hyɛnee Ptolemais no, nnipa a wɔwɔ Ptolemais no totoo apono no mu na wɔkyeree no, na wɔde nkrantɛ kunkumm wɔn a wɔne no kɔɔ hɔ no nyinaa.

49 Afei Trifo somaa akofoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ kɔɔ Galilea ne Asasetam Kɛseɛ no so sɛ wɔrekɔkunkum Yonatan asraafoɔ no nyinaa.

50 Nanso wɔhunuu sɛ wɔakyere Yonatan na ɔne ne nkurɔfoɔ no awuwu, na wɔhyehyɛɛ wɔn ho nkuran na wɔkaa wɔn ho boom kɔɔ wɔn anim, na wɔsiesiee wɔn ho maa ɔko.

51 Ɛberɛ a wɔn atifoɔ no hunuu sɛ wɔrebɛko agye wɔn ho nkwa no, wɔsanee wɔn akyi.

52 Enti wɔn nyinaa bɛduruu Yuda asase so dwoodwoo, na wɔbɛsuu Yonatan ne n’ayɔnkofoɔ na ehu kɛseɛ bɔɔ wɔn; na Israel nyinaa suu kɛseɛ.

53 Aman a atwa wɔn ho ahyia no nyinaa pɛɛ sɛ wɔsɛe wɔn, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Wɔnni ɔkannifoɔ anaa ɔboafoɔ biara. Saa nti momma yɛn ne wɔn nko na yɛmpepa wɔn nkaeɛ mfiri adasamma mu.

Categories
1 Makabee

1 Makabee 13

Simon bɛyɛ ɔsahene

1 Simon tee sɛ Trifo aboaboa asraafoɔ dɔm kɛseɛ ano sɛ wɔrebɛto ahyɛ Yuda asase so na wɔasɛe no,

2 ɔhunuu sɛ ehu ama nkurɔfoɔ no repopo. Enti ɔkɔɔ Yerusalem, na ɔboaboaa nnipa no ano,

3 ɔhyɛɛ wɔn nkuran ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim nnoɔma akɛseɛ a me ne me nuanom ne m’agya fiefoɔ ayɛ ama mmara ahodoɔ ne kronkronbea no; mosan nso nim ako ne amaneɛ a me ne me nuanom ahunu.

4 Ɛnam yeinom nti na me nuanom nyinaa awuwu ɛsiane Israel nti, na me nko ara na maka.

5 Ɛnneɛ afei ɛmpare me sɛ mɛkora me nkwa wɔ ahohia berɛ biara mu, ɛfiri sɛ menyɛ nsene me nuanom.

6 Nanso mɛtɔ me man, kronkronbea hɔ, mo yerenom ne mo mma so were, ɛfiri sɛ aman no nyinaa aboa wɔn ho ano sɛ wɔrebɛsɛe yɛn, ɛsiane ɔtan nti.

7 Ɛberɛ a nnipa no tee nsɛm yi no, wɔn honhom kanyanee,

8 na wɔde nne a ɛgyegyeɛ buaa sɛ: Wo ne yɛn kannifoɔ a woresi Yuda ne wo nua Yonatan ananmu.

9 Ko ma yɛn, na deɛ wobɛka nyinaa yɛbɛyɛ.

10 Enti ɔboaboaa akofoɔ no nyinaa ano na ntɛm ara wɔkɔtoo Yerusalem afasuo no wiee, na ɔbɔɔ ho nyinaa ban yie.

11 Ɔsomaa Absalom ba Yonatan kɔɔ Yopa, a na asraafoɔ a wɔdɔɔso pa ara ka ne ho; na ɔpamoo wɔn a wɔtete hɔ no na wɔtenaa hɔ.

Trifo nnaadaa ne atirisopam

12 Afei Trifo de asraafoɔ pii firii Ptolemais sɛ wɔreba Yuda asase so, na na Yonatan ka ne ho a wɔrebɔ ne ho ban.

13 Simon kyee nsra wɔ Adida a ɛne asasetam no di nhwɛanim.

14 Trifo hunuu sɛ Simon asɔre abɛsi ne nua Yonatan ananmu, na ɔreba abɛne no ako, enti ɔsomaa ananmusifoɔ sɛ wɔnkɔka nkyerɛ no sɛ:

15 Ɛyɛ ɛka bi a na wo nua Yonatan de wɔ ahemfie fotoɔ ne dibea a ɔwɔ no nti na wɔakye no no.

16 Afei soma ma wɔmfa dwetɛbena ɔha ne ne mmabarima baanu mmra sɛ nneduafoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ yɛgyae no a ɔrente yɛn so atua bio, na yɛbɛgyae no ama mo.

17 Simon hunuu sɛ wɔreka nnaadaasɛm na akyerɛ no, nanso ɔsoma maa wɔkɔfaa sika no ne ne mmabarima no bae, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na nkurɔfoɔ no bo mfu kɛseɛ na wɔnka sɛ:

18 Ɛsiane sɛ Simon amfa sika ne mmabarima no ankɔma no nti na Yonatan wuiɛ.

19 Enti ɔsoma maa wɔde sika no ne mmabarima no kɔeɛ nanso Trifo anni ne bɔhyɛ no so na wannyae Yonatan.

20 Yei akyi no, Trifo bɛto hyɛɛ kuro no so sɛe no, na ɔbɔɔ ho aporɔ de faa mu kɔɔ Adora. Nanso Simon ne n’asraafoɔ no faa ne ntentensoɔ kɔɔ baabiara a wɔkɔeɛ.

21 Afei nnipa a wɔwɔ abandenden no mu no somaa ananmusifoɔ kɔɔ Trifo nkyɛn a wɔrehyɛ no sɛ ɔmfa ɛserɛ so kwan mmra wɔn nkyɛn, na ɔmmrɛ wɔn aduane.

22 Enti Trifo maa n’apɔnkɔsotefoɔ no nyinaa yɛɛ krado sɛ wɔrebɛkɔ, nanso saa anadwo no sukyerɛmma kɛseɛ tɔɔ pa ara, na ɛsiane sukyerɛmma no nti, wankɔ. Ɔsiim na ɔkɔɔ Gilead asase so.

23 Ɛberɛ a ɔbɛnee Baskama no, ɔkumm Yonatan, na wɔsiee no wɔ hɔ.

24 Afei Trifo danee ne ho na ɔsane kɔɔ ɔno ara n’asase so.

Yonatan ɛda

25 Simon soma maa wɔkɔfaa ne nua Yonatan nnompe na ɔbɛsiee no wɔ Modein, ne nananom kurom.

26 Israelfoɔ nyinaa dii awerɛhoɔ na wɔtwaa adwo kɛseɛ, na wɔsuu no nna bebree.

27 Na Simon sii nkaeɛdum wɔ n’agya ne ne nuanom nna so; ɔyɛɛ no atentene sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhu no, na ɔde kokwaboɔ na ɛyɛɛ anim ne akyire.

28 Ɔsan nso sisii piramidnson de maa n’agya, ne na ne nuanom, a ɛhwehwɛhwehwɛ wɔn anim.

29 Na piramid a wayɛ no, ɔyɛɛ no tenemm, ɔyɛɛ adum akɛseɛ twaa ho hyiae, na ɔde akotadeɛ guu adum no so sɛ ɛnyɛ nkaeɛ daa, na akotadeɛ no nkyɛn na ɔsenee nsuhyɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔtwam wɔ ɛpo so nyinaa bɛhu wɔn.

30 Yei ne ɛda a ɔtoeɛ wɔ Modein; na ɛda so ara wɔ hɔ de bɛsi nnɛ.

Yudea nya fawohodie

31 Trifo ne Ɔhene kumaa Antiokus dii no nkontompo kwan so; na ɔkumm no

32 na ɔbɛsii n’ananmu sɛ ɔhene, na ɔde Asia ahenkyɛ hyɛeɛ; na ɔde atoyerɛnkyɛm kɛseɛ baa asase no so.

33 Mmom Simon sisii Yudea abandenden na ɔtoo ho afasuo, abantenten, fasuo akɛseɛ, aponkɛseɛ ne mpratwom twaa ho hyiae, na ɔkoraa aduane wɔ abandenden no mu.

34 Simon sane yii abɔfoɔ na ɔsomaa wɔn Ɔhene Demetrius nkyɛn de adesrɛ kɔtoo n’anim sɛ ɔmma ɔman no ahotɔ, ɛfiri sɛ deɛ Trifo bɛyɛeɛ nyinaa ne sɛ ɔbɛfomm kuro no mu nnoɔma fae.

35 Ɔhene Demetrius brɛɛ no akomatɔyam mmuaeɛ wɔ saa adesrɛ yi ho, na ɔtwerɛɛ no krataa bi a ɛka sɛ:

36 Ɔhene Demetrius twerɛ kɔma Simon, ɔsɔfo panin ne ahemfo adamfo, de kɔma Yuda man ne ne mpanimfoɔ, mekyea mo.

37 Yɛn nsa aka sika ahenkyɛ ne papa a wode baeɛ no, na yɛayɛ krado sɛ yɛne mo bɛyɛ asomdwoeɛ apam na yɛatwerɛ akɔma yɛn ɛtogyefoɔ no sɛ wɔmma mo nnyae ɛtoɔ tua.

38 Mmoa sika a yɛde ama mo nyinaa da so ara yɛ nokorɛ, na abandenden a moasisie no nyɛ mo dea.

39 Mfomsoɔ ne bɔne biara a moayɛ de bɛsi ɛnnɛ biara, yɛde kyɛ, na ahenkyɛ ho toɔ biara a mode ho ka no, yɛtwam; na ɛtoɔ biara a na wɔgyegye no wɔ Yerusalem no, wɔrennye bio.

40 Na sɛ mo mu binom fata sɛ wɔyɛ banbɔfoɔ a, wɔntwerɛ ne din, na ɛmfa asomdwoeɛ mmra yɛn ntam.

41 Afe ɔha aduɔsonmu no, wɔyii Amanaman mufoɔ konnua no firii Israel so,

42 na nnipa no firii aseɛ sɛ wɔretwerɛ nwoma ne adwuma nhyehyɛɛ sɛ: Simon, ɔsɔfo panin kɛseɛ ne ɔsahene ne Yudafoɔ kannifoɔ afe a ɛdi kan mu.

Simon kyere Gasara

43 Saa nna no mu, Simon kyeree nsraban tiaa Gasara na ɔde akofoɔ kɔtwaa ho hyiae. Ɔyɛɛ ɔko afidie na ɔde baa kuro no mu, na ɔbobɔɔ wɔn na ɔgyee abantenten no mu baako.

44 Mmarima a wɔwɔ ɔko afidie no mu hurihuri kɔɔ kuro no mu, na gyegyeegye a ɛso baa kuro no mu.

45 Mmarima a wɔwɔ kuro no mu, wɔn yerenom ne wɔn mma foro kɔɔ ɔfasuo no so a wɔn ntadeɛ ateteɛ, na wɔde nne kɛseɛ sui, na wɔsrɛɛ Simon sɛ ɔne wɔn nyɛ asomdwoeɛ apam;

46 wɔkaa sɛ: Ɛne yɛn nni no sɛdeɛ yɛn nneyɛe bɔne teɛ na mmom sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu teɛ.

47 Enti Simon ne wɔn yɛɛ nhyehyɛɛ na ɔgyaee ɔko a ɔne wɔn reko no. Nanso ɔpamoo wɔn firii kuro no mu na ɔtee afie a na abosom no wowɔ mu no ho, na afei ɔde nnwom ne ayeyie hyɛnee mu.

48 Ɔyiyii afideɛ nyinaa firii hɔ, na ɔde wɔn a wɔyɛ mmara sodifoɔ kɔtenaa hɔ. Ɔsan nso hyehyɛɛ ne banbɔ mu den na ɔsii efie wɔ hɔ maa ne ho.

Simon san nya abandenden a ɛwɔ Yerusalem

49 Wɔn a na wɔtete abandenden a ɛwɔ Yerusalem no mu no, wɔbaraa wɔn sɛ wɔnnni ahyɛmfire nkɔtɔn, na wɔnntɔn wɔ ɔman no mu. Enti wɔn bu fui pa ara, na ɛkɔm kunkumm wɔn mu bebree.

50 Afei wɔsu frɛɛ Simon sɛ ɔne wɔn nya asomdwoeɛ, na ɔyɛɛ saa. Mmom ɔpamoo wɔn firii hɔ na ɔtee abandenden no ho firii efi ho.

51 Afe a ɛtɔ so ɔha aduɔson baako,bosome a ɛtɔ so mmienu, ne da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no, Yudafoɔ no de ayeyie ne papa, mmɛnta, nnawuro ne sankuo, ayeyie dwom ne dwontoɔ hyɛnee mu, ɛfiri sɛ wɔaka ɔtamfo kɛseɛ ahyɛ na wɔapamo no afiri Israel.

52 Simon hyɛɛ mmara sɛ, afe biara wɔmfa ahurisie nni saa da yi. Ɔhyɛɛ banbɔ a ɛwɔ asɔrefie kokoɔ no a abandenden no ka ho no mu den, na ɔne ne nkurɔfoɔ tenaa hɔ.

53 Simon hunuu sɛ ne babarima Yohane anyini, enti ɔyɛɛ no asafohene wɔ akofoɔ no nyinaa so; na ɔtenaa Gasara.

Categories
1 Makabee

1 Makabee 14

Wɔkyere Demetrius

1 Afe ɔha ne aduɔson mmienuno mu, Ɔhene Demetrius boaboaa n’akofoɔ ano na ɔsiim kɔɔ Media kɔpɛɛ mmoa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi ne Trifo ako.

2 Ɛberɛ a Ɔhene Arsakes a ɔwɔ Persia ne Media tee sɛ Demetrius aba n’asase soɔ no, ɔsomaa n’asafohene no mu baako kɔɔ sɛ ɔnkɔkye no animono so.

3 Asafohene no kɔe na ɔdii Demetrius asraafoɔ no so nkonim, na ɔkyeree no de no brɛɛ Arsakes maa ɔde no hyɛɛ awɛmfoɔ nsa.

Simon ayeyie

4 Asase no so adwo, Simon nna mu nyinaa.

Ɔhwehwɛɛ ne man yieyɛ;

n’amammuo sɔɔ wɔn ani,

na saa ara na wɔdii no ni, ne nkwa nna nyinaa.

5 Deɛ ɛmaa n’anidie yɛɛ kɛseɛ ne sɛ,

ɔgyee Yopa yɛɛ suhyɛngyinabea,

6 Ɔtwee ne man ahyeɛ maa ɛyɛɛ kɛseɛ,

ɔnyaa tumi wɔ ɔman no so koraa.

7 Ɔboaa nnommumfoɔ pii ano;

ɔdii tumi wɔ Gasara ne Bet-sur ne abandenden no so,

na ɔtuu emu fi no ase firii hɔ;

na obiara nni hɔ a ɔsii no kwan.

8 Wɔdɔɔ asase no wɔ asomdwoeɛ mu;

asase no maa no nnɔbaeɛ bafuu,

na nnua a ɛwɔ asasetam no so soo aba.

9 Nkwakoraa tenaa mmɔntene so;

wɔn nyinaa boom dii nnoɔma pa ho nkɔmmɔ,

na mmabunu no hyɛɛ wɔn asraafoɔ ntadeɛ.

10 Ɔmaa nkuro no aduane,

na ɔmaa wɔn nnoɔma a wɔde bɔ wɔn ho ban,

kɔsii sɛ ne din pa hyeta duruu asase ano.

11 Ɔmaa asomdwoeɛ baa asase no so,

na Israel dii ahurisie kɛseɛ.

12 Nnipa no nyinaa tenaa wɔn ankasa wɔn bobe ne wɔn ngo dua ase,

na na obiara nni hɔ a ɔbɛyi wɔn hu.

13 Anka obiara wɔ asase no so a ɔne wɔn bɛko,

na wɔhyee ahemfo ase wɔ nna no mu.

14 Ɔboaa ahobrɛaseɛfoɔ a wɔwɔ ne man mu nyinaa;

ɔhwehwɛɛ mmara no akyiri kwan,

na ɔyii atuatefoɔ ne mmaratofoɔ nyinaa firii hɔ.

15 Ɔmaa kronkronbea hɔ nyaa animuonyam,

na ɔde nnoɔma a ɛwɔ kronkronbea hɔ no bi kaa ho.

Wɔne Roma ne Sparta nya nkabom

16 Wɔtee no wɔ Roma, ne Sparta akyirikyiri sɛ Yonatan awu, na wɔn werɛ hoe pii.

17 Na ɛberɛ a wɔtee sɛ ne nua Simon asi n’ananmu sɛ ɔsɔfo panin na ɔredi ɔman no ne nkuro a ɛwɔ mu no soɔ no,

18 wɔtwerɛ guu kɔbere mfrafraeɛ apono so de kɔmaa no kanyanee ayɔnkofa ne apam a wɔne ne nuanom Yuda ne Yonatan yɛeɛ no.

19 Na wɔkenkanee nsɛm yi wɔ abadwafoɔ no anim wɔ Yerusalem.

20 Yei ne krataa a Spartafoɔ twerɛ kɔmaeɛ no nhwɛsoɔ:

Spartan kuro mu ahemfo twerɛ kɔma Ɔsɔfo panin Simon, mpanimfoɔ, asɔfoɔ ne Yudafoɔ nkaeɛ no, yɛn nuanom, yɛkyea mo.

21 Ananmusifoɔ a mosomaa wɔn baa yɛn nkurɔfoɔ hɔ no kaa animuonyam ne anidie a wowɔ no kyerɛɛ yɛn, na yɛn ani gyee wɔn ba a wɔbae no ho.

22 Yɛatwerɛ deɛ wɔkaeɛ no wɔ yɛn man mmara nsɛm mu, sɛ: Antiokus ba Numenius ne Yason ba Antipater, Yudafoɔ ananmusifoɔ aba yɛn nkyɛn ne yɛn rebɛfa yɔnkoɔ foforɔ.

23 Na asɔ yɛn nkurɔfoɔ ani sɛ yɛde anidie bɛgye mmarima yi, na yɛde wɔn nsɛm no nhwɛsoɔ bɛto ɔman tete nnoɔma korabea, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Spartafoɔ bɛnya wɔn ho adanseɛ. Na wɔde yei ho nhwɛsoɔ akɔma Ɔsɔfopanin Simon.

24 Yei akyiri no, Simon somaa Numenius kɔɔ Roma de sika kyɛm kɛseɛ a emu duro yɛ mmɛnaa apem, sɛ ɛnkɔsi wɔn ne Romafoɔ ayɔnkofa no so agyinaeɛ.

Simon animuonyam abodin

25 Ɛberɛ a nkurɔfoɔ no tee yeinom no, wɔkaa sɛ: Yɛbɛyɛ dɛn ada Simon ne ne mma ase?

26 Ɛfiri sɛ ɔno ne ne nuanom ne n’agya fie agyina pintinn; wɔn ne Israel atamfoɔ ako apamo wɔn, na wɔn fawohodie atim.

27 Enti wɔyɛɛ adanseɛ wɔ kɔbere mfrafraeɛ apono so na wɔde kɔsii adum so wɔ Bepɔ Sion so.

Deɛ wɔtwerɛeɛ no nhwɛsoɔ nie: Bosome Elul da a ɛtɔ so dunwɔtwe wɔ afe ɔha ne aduɔson mmienumu, a ɛyɛ Ɔsɔfo panin kɛseɛ Simon afe a ɛtɔ so mmiɛnsa,

28 wɔ Asaramel, asɔfoɔ, nkurɔfoɔ ne ɔman no ahemfo ne ɔman no mpanimfoɔ badwa kɛseɛ no mu na wɔkaa nsɛm a ɛdidi soɔ yi sɛ:

29 Ɛsiane sɛ na ɔko sisi ɔman no mu nti, Matatias ba Simon, a ɔyɛ ɔsɔfoɔ a ɔfiri Yoarib mma mu, ne ne nuanom bɔɔ wɔn ho mmusuo na wɔsii ɔman no atamfoɔ kwan, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn kronkronbea ne wɔn mmara no wɔbɛkora; na wɔde animuonyam kɛseɛ brɛɛ wɔn man.

30 Yonatan kaa ɔman no boaa ano, na ɔbɛyɛɛ wɔn sɔfo panin, na wɔsiee no kaa ne nkurɔfoɔ ho.

31 Ɛberɛ a wɔn atamfoɔ faa adwene sɛ wɔbɛhyɛne wɔn man mu na wɔde wɔn nsa aka kronkronbea no,

32 ɛnna Simon sɔreeɛ na ɔko maa ne man. Ɔsɛee ɔno ankasa ne sika pii; ɔde akodeɛ maa asraafoɔ a wɔwɔ ne man mu na ɔtuaa wɔn ka.

33 Ɔbɔɔ nkuro a ɛwɔ Yudea no ho ban, baabi a kane no na anka ɔtamfo no kora n’akodeɛ no, na ɔde Yudafoɔ abansifoɔ duaa hɔ.

34 Ɔsan nso bɔɔ Yopa a ɛwɔ ɛpo ano no ho ban, ne Gasara, deɛ ɛne Asoto bɔ hyeɛ no. Ɔde Yudafoɔ kɔtenaa hɔ, na ɔde biribiara a ɛbɛhia ama kuro kyekyerɛ no maa wɔn a wɔtete hɔ.

35 Ɔman no hunuu Simon nokorɛdie ne animuonyam a wanya de ama ne man, na wɔyɛɛ no wɔn kannifoɔ ne ɔsɔfo panin, ɛsiane sɛ wayɛ nnoɔma yeinom nyinaa ne atɛntenenee ne nokorɛsom a wakora ama ɔman no nti. Ɔbɔɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛma ne man so.

36 Ne berɛ so, nnoɔma yɛɛ yie wɔ ne nsam, a enti wɔpamoo Amanaman no firii ɔman no mu, sɛdeɛ na ɛteɛ nso wɔ Dawid kurom wɔ Yerusalem no, wɔn a na wɔasi abandenden a emu na wɔfiri tua na wɔgu kronkronbea hɔ fi, na wɔde ɔsɛeɛ kɛseɛ sɛe ne kronkronyɛ no.

37 Ɔmaa Yudafoɔ kɔtenaa emu na ɔbɔɔ ho ban de maa ɔman no ne kuro no nyaa asomdwoeɛ, na ɔtoo Yerusalem fasuo tentene.

38 Yeinom nyinaa mu na Ɔhene Demetrius sii no pi sɛ ɔsɔfo panin,

39 na ɔyɛɛ no ne Nnamfonom mu baako, na ɔde anidie a ɛso maa no.

40 Na wate sɛ Romafoɔ no frɛ Yudafoɔ no sɛ nnamfoɔ ne ayɔnkofoɔ ne anuanom, na Romafoɔ no de anidie agye Simon ananmusifoɔ no.

41 Yudafoɔ no ne wɔn asɔfoɔ no abɔ pɔ sɛ, Simon nyɛ wɔn kannifoɔ ne wɔn sɔfo panin daa, kɔsi sɛ odiyifoɔ nokwafoɔ bɛsɔreɛ,

42 na ɔbɛyɛ amrado ahwɛ wɔn so na wahwɛ kronkronbea no so, na wayiyi asomfoɔ ahwɛ ne dwumadie so ne ɔman no so, ne akodeɛ ne abandenden no so, na ɔno bɛhwɛ kronkronbea no so,

43 na nnipa nyinaa atie no, na dwumadie nhyehyɛɛ a ɛwɔ ɔman no mu nyinaa wɔntwerɛ no wɔ ne din mu, na wɔnhyɛ beredum atadeɛ ne sika.

44 Na wɔremma ɔman no mu biara anaa asɔfoɔ no kwan mma ɔntwa saa nhyehyɛɛ yi mu anaasɛ ɔbɛtia deɛ ɛreka, anaasɛ ɔbɛfrɛ badwa nhyiamu wɔ ɔman no mu wɔ berɛ a ɔmmaa ho kwan, anaasɛ ɔbɛfira beredum atadeɛ anaasɛ ɔde sika aboomu bɛbɔ soɔ.

45 Obiara a ɔbɛyɛ biribi a ɛtia deɛ yɛasisi so agyinaeɛ yi anaasɛ ɔbɛpo emu biara no, ɔfata sɛ wɔtwe n’aso.

46 Nnipa no nyinaa penee so sɛ wɔbɛma Simon kwan na wayɛ deɛ agyinaeɛ no aka no.

47 Enti Simon gye tomm na ɔpenee so sɛ ɔbɛyɛ ɔsɔfo panin, ɔbɛyɛ Yudafoɔ ne asɔfoɔ no sahene ne wɔn amrado, na wayɛ wɔn nyinaa banbɔfoɔ.

48 Na wɔhyɛɛ sɛ wɔnkurukyire wɔ kɔbere mfrafraeɛ aboɔpono so, na wɔmfa nto baabi a wɔbɛhu no yie wɔ kronkronbea no mpɔtamu hɔ,

49 na wɔmfa ne nhwɛsoɔ nkɔsie wɔ sikakorabea hɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Simon ne ne mma nsa bɛtumi aka.

Categories
1 Makabee

1 Makabee 15

Antiokus a ɔtɔ so nson krataa

1 Ɔhene Demetrius ba Antiokus, de krataa soma firii ɛpo mu supɔ so kɔmaa Simon, Yudafoɔ sɔfoɔ ne amrado no, ne ɔman mu no nyinaa;

2 na emu nsɛm na ɛdidi soɔ yi: Ɔhene Antiokus twerɛ kɔma Simon, ɔsɔfo panin ne amrado wɔ Yudafoɔ man mu, mekyea wo.

3 Ɛsiane sɛ, nnipa abɔnefoɔ bi anya tumi wɔ yɛn nananom ahemman soɔ, na mepɛ sɛ megye ahennie no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mede bɛsi hɔ sɛ kane no na ɛteɛ no nti, mafa akofoɔ apaafoɔ pii na mede akodeɛ ahyehyɛ akokyɛm mu,

4 na mayɛ m’adwene sɛ mɛhyɛne ɔman no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛkɔ wɔn a wɔasɛe ɔman no ne wɔn a wɔabɔ nkuro a ɛwɔ m’ahemman mu,

5 enti afei mesi no pi ma wo wɔ ɛtoɔ a ahemfo a wɔdii m’anim kan no maa wogyae tua no nyinaa, ne sikatua nkaeɛ nyinaa sɛ ntua bio.

6 Mema wo kwan sɛ wo ara twa sika ma ɛnyɛ wo man sika,

7 na mede fawohodie ma Yerusalem ne kronkronbea no. Akodeɛ a wɔasiesie ne abandenden a woasie na ɛwɔ wo nsam no bɛkɔ so ara ayɛ wo dea.

8 Ɛka biara a wode ɔhene sikakorabea no ne daakye ka biara a ɛte saa a wobɛdeɛ no, wɔbɛtwam ama wo, ɛfiri nnɛ rekorɔ ne ɛberɛ nyinaa.

9 Ɛberɛ a yɛn nsa bɛka yɛn ahennie no, yɛbɛhyɛ wo ne wo man ne asɔrefie no animuonyam kɛseɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a w’animuonyam no bɛda adi wɔ asase so baabiara.

10 Afe ɔha aduɔson nnanmu no, Antiokus siim na ɔkɔfaa ne nananom asase no. Akofoɔ no nyinaa boaa wɔn ho ano dii n’akyi, a enti kakra bi na ɛkɔɔ Trifo afa.

11 Antiokus tii Trifo, na Trifo dwanee kɔɔ Dor a ɛda ɛpo ano no;

12 ɛfiri sɛ na ɔnim sɛ amanehunu abɛsoɛ ne so, na n’akofoɔ no adwane agya no.

13 Enti Antiokus kyeree nsraban tiaa Dor, na na akofoɔ ɔpeha aduonu ne apɔnkɔsotefoɔ ahanwɔtwe ka ne ho.

14 Ɔtwaa kuro no ho hyiae na nsuhyɛn no firi ɛpo so bɛboaa ɔko no; ɔkaa asase no miaa dendeenden firi asase ne ɛpo so, na wamma obiara kwan amma wamfiri adi anaasɛ anhyɛne mu.

Roma taa Yudafoɔ akyi

15 Afei Numenius ne ne n’ahokafoɔ firi Roma bɛdurui, wɔde nkrataa brɛ ahemfo ne aman, na emu na wɔatwerɛ nsɛm a ɛdidi soɔ yi:

16 Lukius, Romafoɔ ananmusini, twerɛ kɔma Ptoleme, mekyea wo.

17 Yudafoɔ ananmusifoɔ aba yɛn nkyɛn sɛ nnamfonom ne ayɔnkofoɔ abɛyɛ yɛn kane ayɔnkofa ne apam no foforɔ. Wɔn na Ɔsɔfopanin Simon ne Yudafoɔ asoma wɔn

18 de sika akokyɛm a emu duro yɛ mɛnnaa apem.

19 Yei nti, yɛabɔ pɔ sɛ yɛbɛtwerɛ akɔma ahemfo ne aman sɛ wɔnnha wɔn anaasɛ wɔne wɔn nkuro, wɔn man nko, anaasɛ wɔne wɔn a wɔne wɔn ko no nyɛ apam.

20 Na yɛn ani asɔ sɛ yɛbɛgye ɛkyɛm no afiri wɔn hɔ.

21 Saa nti, sɛ nnipa abɔnefoɔ bi adwane firi wɔn man mu aba mo nkyɛn a, monyi wɔn ma Ɔsɔfopanin Simon, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtwe wɔn aso sɛdeɛ mmara no kyerɛ no.

22 Ananmusini no twerɛɛ ade korɔ no ara bi kɔmaa Ɔhene Demetrius ne Atalus ne Ariarates ne Arsakes,

23 ne aman no nyinaa: Sampsame, Sparta, Delos, Mindos, Sikion, Karia, Samos, Pamfilia, Lisia, Halakarnasus, Rodes, Faselis, Kos, Side, Aradus, Gortina, Knido, Kipro ne Kirene.

24 Na wɔde saa nnoɔma yi nhwɛsoɔ nso kɔmaa Ɔsɔfo panin Simon.

Antiokus a ɔtɔ so nson hunahuna Simon

25 Ɔhene Antiokus tuu Dor so sa ne mprenu so, na ɔkɔɔ so ara maa n’akofoɔ no kɔɔ hɔ, na wɔreyɛ akodeɛ a wɔde dwiri fasuo; na ɔtoo Trifo mu a wamma no amfiri adi anaasɛ wankɔ mu.

26 Na Simon somaa akofoɔ mpem mmienu a wɔayi wɔn sɛ wɔnkɔko ma no; na ɔde sika ne dwetɛ ne asraafoɔ akodeɛ a ɛdɔɔso kaa ho.

27 Nanso wampene annye wɔn, na ɔbuu nhyehyɛɛ a akane no ɔne Simon yɛeɛ no nyinaa so, na ɔne no ntam teteeɛ.

28 Ɔsoma kɔɔ Atenobius nkyɛn, ne Nnamfonom mu baako ne no kɔdwene kaa sɛ: Kɔfa Yopa ne Gasara ne abandenden a ɛwɔ Yerusalem no di so, wɔyɛ m’ahemman nkuro no mu bi.

29 Woasɛe wɔn nsase, woayɛ wɔn asase pasaa, na woafa mmeaeɛ bebree wɔ m’ahemman mu.

30 Afei deɛ gyae saa nkuro a wofaeɛ ne ɛtoɔ sika a ɛfiri mmeaeɛ a ɛwowɔ Yuda ahyeɛ akyi a wofaeɛ no mu;

31 sɛ ɛnte saa a, tua nnwetɛbena ahanum ma me wɔ adesɛeɛ a woyɛeɛ no ne nnwetɛbena ahanum bio ka ho wɔ nkuro no toɔ sika no.

32 Enti Atenobius a ɔyɛ ɔhene Adamfo no baa Yerusalem, na ɛberɛ a ɔhunuu Simon ahonya; sika ne dwetɛ plɛte a ɛwɔ adekoradan mu ne animuonyam a ɔwɔ no, ne ho dwirii no. Na ɛberɛ a ɔkɔkaa ɔhene asɛm kyerɛɛ no no,

33 Simon buaa no sɛ: Yɛmfaa ananafoɔ asase biara anaasɛ ananafoɔ agyapadeɛ biara, na mmom yɛn nananom agyapadeɛ nko ara, ɛno na ɛberɛ bi yɛn atamfoɔ nam nsisie kwan so faeɛ no.

34 Afei a yɛanya kwan pa yi, yɛrekora yɛn nananom agyapadeɛ mo dendeenden.

35 Na ɛfa Yopa ne Gasara a worebisa no, wɔreha yɛn nkurɔfoɔ ne yɛn man kɛse; na wɔn deɛ yɛbɛma wo talente ɔha.

Atenobius amfa asɛm biara ammua no,

36 na mmom ɔde abufuhyeɛ san kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ no, ne Simon ahonya ne deɛ ɔhunuiɛ nyinaa. Na ɔhene bo fuu pa ara.

Kendebeus so nkonimdie

37 Ɛberɛ no ara mu na Trifo foroo suhyɛn dwane kɔɔ Ortosia.

38 Afei ɔhene yɛɛ Kendebeus asafohene panin wɔ mpoano man no mu, na ɔmaa no asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu ne apɔnkɔsotefoɔ.

39 Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkyere nsraban ntia Yudea, na ɔnsi Kedron na ɔmmɔ n’apono no ho ban, na ɔntu nnipa no so sa, nanso ɔhene tii Trifo.

40 Enti Kendebeus baa Yamnia na ɔfirii aseɛ hyɛɛ ɔman no abufuo sɛ ɔbɛhyɛn Yudea na wafa nnipa no dommum na wakunkum wɔn.

41 Ɔkyekyeree Kedron na ɔde apɔnkɔsotefoɔ ne akofoɔ tenaa hɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfiri adie akɔ Yudea kwantempɔn so akɔtua sɛ deɛ ɔhene ahyɛ no no.

Categories
1 Makabee

1 Makabee 16

1 Yohane firii Gasara kɔbɔɔ n’agya Simon amaneɛ wɔ deɛ Kendebeus ayɛ no.

2 Na Simon frɛɛ ne mmabarima mpanimfoɔ baanu, Yuda ne Yohane, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me nuanom ne m’agya fie ako Israel ko firi yɛn mmeranteberɛ mu de bɛsi nnɛ, na nnoɔma akɔ yie wɔ yɛn nsam a enti yɛagye Israel mprɛ pii.

3 Nanso seesei mabɔ akora, na Ɔsoro adaworoma nti moanyini wɔ mfeɛ mu. Momfa me ne me nuanom diberɛ, na momfiri adi nkɔko ma yɛn man, na mmoa a ɛfiri ɔsoro no nka mo ho.

4 Enti Yohane yiyii ɔman no mu akofoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ mpem aduonu, na wɔfirii adi kɔɔ Kendebeus so na wɔkyeree nsra anadwo no wɔ Modein.

5 Anɔpatutu no, wɔfirii aseɛ firii adi na wɔkɔɔ asasetam no so, faako a asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu ne apɔnkɔsotefoɔ a wɔdɔɔso firi reba abɛhyia wɔn no; na asutene bi da wɔn ntam.

6 Afei ɔno ne n’asraafoɔ no gyinae a wɔrehyia wɔn. Ɔhunuu sɛ asraafoɔ no suro sɛ wɔbɛtwa asutene no, ɛno nti ɔdii kan twae; na ɛberɛ a n’akofoɔ no hunuu no no, wɔtwa dii n’akyi.

7 Afei ɔkyɛɛ asraafoɔ no mu na ɔde apɔnkɔsotefoɔ no gyinaa asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu no mfimfini, ɛfiri sɛ na ɔtamfo no apɔnkɔsotefoɔ no dɔɔso pa ara.

8 Wɔhyɛnee totorobɛnto no, na Kendebeus ne n’asraafoɔ no dwanee; wɔn mu bebree pirapirae na nkaeɛ no dwane kɔɔ abandenden no mu.

9 Saa berɛ no, Yuda nua Yohane pirae, nanso Yohane tii wɔn ara kɔsii sɛ Kedebeus duruu Kedron a ɔno ara asie hɔ.

10 Wɔsan nso dwane kɔɔ abantenten a ɛwowɔ mfuo a ɛwɔ Asoto ho no, na Yohane de ogya hyeɛ, na wɔn mu bɛyɛ mpem mmienu wuwui. Afei ɔsan baa Yerusalem dwoodwoo.

Wɔdi Simon ne ne mmabarima awu

11 Afei na wɔayi Abubus ba Ptoleme sɛ amrado wɔ Yeriko asase tam no so; na wakora sika ne dwetɛ pii,

12 ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔsɔfo panin no ase.

13 Ahomasoɔ wuraa n’akoma mu; ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛfa ɔman no nyinaa adi soɔ, nnaadaa nhyehyɛɛ tiaa Simon ne ne mma, sɛ ɔde bɛyi wɔn afiri hɔ.

14 Afei na Simon rekɔsra nkuro a ɛwɔ ne man mu na wayɛ deɛ ɛhia wɔn ama wɔn, na ɔne ne mmabarima Matatias ne Yuda sianee kɔɔ Yeriko, wɔ afe ɔha aduɔson nsonmu, bosome a ɛtɔ so dubaako a ɛne bosome Sebat.

15 Abubus ba no nam nnaadaa kwan so gyee wɔn wɔ abandenden ketewa bi a wasi no wɔ Dok; ɔtoo pono kɛseɛ maa wɔn, na na ɔde mmarima asie hɔ.

16 Ɛberɛ a Simon ne ne mma no boboroeɛ no, Ptoleme ne ne mmarima no sɔre faa wɔn akodeɛ bɔɔ kirididi kɔɔ apontoɔ dan mu hɔ kɔkunkumm Simon ne ne mma mmienu no ne n’asomfoɔ.

17 Enti ɔyɛɛ nneyɛɛ a ɛyɛ nkontompo kɛseɛ de amumuyɛ tuaa papayɛ so ka.

Yohane si Simon ananmu

18 Afei Ptoleme twerɛɛ nsɛm yi ho amanneɛbɔ kɔmaa ɔhene no, bisaa no sɛ ɔnsoma akofoɔ mmɛboa no na ɔnnane nkuro ne ɔman no mma no.

19 Ɔsomaa akofoɔ foforɔ kɔɔ Gasara sɛ wɔnkɔyi Yohane mfiri hɔ; ɔde nkrataa kɔmaa asafohene na ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmmra ne nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn sika ne dwetɛ ne akyɛdeɛ ahodoɔ;

20 na ɔsomaa akofoɔ foforɔ kɔɔ sɛ wɔnkɔfa Yerusalem ne asɔredan kokoɔ no.

21 Nanso obi dii wɔn anim kan kɔka kyerɛɛ Yohane wɔ Gasara sɛ n’agya ne ne nuanom awuwu, na saa ara na “wasoma nnipa sɛ wɔmmɛku wo nso.”

22 Ɛberɛ a ɔtee asɛm yi no, ne ho dwirii no kɛse; ɔkyeree mmarima a wɔasoma wɔn sɛ wɔmmɛsɛe no kunkum wɔn, ɛfiri sɛ na wahunu sɛ wɔrepɛ no asɛe no.

23 Yohane nnwuma nkaeɛ ne n’ako ne akatakyisɛm a ɔyɛeɛ no, afasuo no toɔ ne ne wie, deɛ ɔnyaeɛ wɔ ne mmɔdemmɔ mu no,

24 wɔatwerɛ no wɔ asɔfoɔ mpanin berɛsosɛm nwoma mu, ɛfiri ɛberɛ a ɔbɛyɛɛ ɔsɔfo panin wɔ n’agya akyi no.