Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 21

Ɔman no kan ne ɛho asotwe

1 Na Satan sɔre gyina tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.

2 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene sɛ: Monkɔ nkɔkan Israel mfiri Beer-seba nkɔduru Dan, na momfa ho kasɛe mmerɛ me, na menhunu wɔn dodoɔ.

3 Na Yoab kaa sɛ: AWURADE nka ne man ho sɛdeɛ wɔteɛ yi mprɛha so, me wura ɔhene, ɛnyɛ wɔn nyinaa ne me wura nkoa anaa? Adɛn nti na me wura rehwehwɛ yei? Adɛn nti na yei nyɛ asodie mma Israel?

4 Nanso ɔhene asɛm no dii Yoab deɛ so. Na Yoab firii adi kɔkyini faa Israel nyinaa mu, na ɔsane baa Yerusalem.

5 Na Yoab de ɔman no nkaneeɛ dodoɔ brɛɛ Dawid, na Israel nyinaa ano si ɔpepem ne mpemha, nnipa a wɔtwe nkrantɛ. Na Yuda ano si mpemahanan aduɔson, nnipa a wɔtwe nkrantɛ.

6 Na Lewi ne Benyamin deɛ, Yoab ankan wɔn, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm no yɛɛ no ahi.

7 Nanso asɛm yi ansɔ Nyankopɔn ani nti, ɔbɔɔ Israel.

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mayɛ bɔne pa ara sɛ madi saa asɛm yi, na afei mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ.

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid ɔdehununi Gad sɛ:

10 Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Nnoɔma mmiɛnsa na mede resi w’anim, fa emu baako na menyɛ wo.

11 Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Fa emu baako:

12 Sɛ mfeɛ mmiɛnsa kɔm oo, anaa abosome mmiɛnsa dwanee, wɔ w’ahohiahiafoɔ anim a w’atamfo nkrantɛ reto wo oo, anaa AWURADE afena ne asase no so yaredɔm, nnansa a AWURADE bɔfoɔ resɛe nnipa Israel ahyeɛ nyinaa mu oo. Afei hwɛ asɛnkorɔ a memfa mensane menkɔ deɛ ɔsomaa me no hɔ.

13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ; ma menhwe AWURADE nsam ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso sɛ, na onipa nsam na wɔmmma mennhweɛ.

14 Na AWURADE maa ɔyaredɔm baa Israel so, na Israel mu nnipa mpemaduɔson wuwui.

Dawid afɔrebɔ

15 Na Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Yerusalem sɛ ɔnkɔsɛe hɔ. Na ɔrebɛsɛe hɔ no, AWURADE hwɛe, na ɔnuu ne ho mmusuo no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔresɛe hɔ no sɛ: Ɛdɔɔso, afei pono wo nsa. Nso na AWURADE bɔfoɔ no gyina Yebusini Ornan ayuporebea ho.

16 Na Dawid maa n’ani so, na ɔhunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afena a watwe kura ne nsam, na watene no Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanimfoɔ a wɔfirafira ayitoma no de wɔn anim butubutuu fam.

17 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mese wɔnkan ɔman no, na me na mayɛ bɔne, na mayɛ deɛ ɛnyɛ yi, na nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? AWURADE me Nyankopɔn, ma wo nsa mmra me so ne m’agya fie so, na mma no mma wo man so mmmɛbɔ wɔn.

18 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Gad sɛ, ɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, Dawid mforo nkɔ nkɔsi afɔrebukyia mma AWURADE Yebusini Ornan ayuporebea hɔ.

19 Na Dawid foro kɔe sɛdeɛ Gad asɛm a ɔde AWURADE din kaeɛ no teɛ.

20 Na Ornan danee ne ho, na ɔhunuu ɔbɔfoɔ no, na ne mma baanan ka ne ho, na wɔde wɔn ho huntae. Na Ornan repore ayuo.

21 Na Dawid duruu Ornan nkyɛn no, Ornan danee n’ani na ɔhunuu Dawid. Ɛnna ɔfirii adi firii ayuporebea hɔ, na ɔkotoo Dawid de n’anim butuu fam.

22 Na Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Fa ayuporebea yi ma me na mensi so afɔrebukyia memma AWURADE. Fa ma me sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na wɔasi ɛhaw no kwan afiri ɔman no so.

23 Na Ornan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Gye fa, na me wura ɔhene nyɛ deɛ ɛsɔ n’ani. Hwɛ, mema anantwie a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne ɔporeɛ teaseɛnam a wɔde bɛyɛ nnyina, ne ayuo a wɔde bɛyɛ aduane afɔdeɛ; mede ne nyinaa mema.

24 Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Dabi, na tɔ ara na mɛtɔ no sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na meremfa adeɛ a ɛyɛ wo deɛ memma AWURADE, sɛ mede adeɛ a mammɔ ho ka bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

25 Na Dawid maa Ornan sika a wɔakarie nnwetɛbena ahansia de tɔɔ hɔ.

26 Na Dawid sii hɔ afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔfrɛɛ AWURADE no, ɔde ogya firii soro gyee no so ɔhyeɛ afɔrebukyia no so.

27 Ɛnna AWURADE kasa kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no, na ɔde n’afena hyɛɛ bɔha mu.

28 Ɛberɛ a Dawid hunuu sɛ AWURADE agye no soɔ, wɔ Yebusini Ornan ayuporebea no, ɔbɔɔ afɔdeɛ hɔ.

29 Na berɛ no na AWURADE tenabea a Mose yɛɛ no ɛserɛ soɔ no ne afɔrebukyia no wɔ sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no mu.

30 Nanso Dawid antumi ankɔ ɛno anim ankɔhwehwɛ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ na ehu aka no AWURADE bɔfoɔ no afena anim.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 22

Dawid siesie asɔredan sie ho

1 Na Dawid kaa sɛ: Ɛha bɛyɛ AWURADE Nyankopɔn fie no, na ayɛ Israel ɔhyeɛ afɔrebukyia no.

2 Na Dawid kaa sɛ wɔmmoa ahɔhoɔ a wɔwɔ Israel asase soɔ no ano, na ɔsisii aboɔpaefoɔ sɛ wɔmpae aboɔ a wɔasene, na wɔmfa nsi Nyankopɔn fie no.

3 Na Dawid siesiee dadeɛ bebree a wɔmfa mmɔ aboboano apono ho nnadewa ne nkɔtɔkorɔ ne kɔbere mfrafraeɛ pii a ɛnni nkariiɛ,

4 ne ntweneduro nnua a ɛnni ano. Na Sidonfoɔ ne Tirofoɔ de ntweneduro nnua pii brɛɛ Dawid.

5 Na Dawid kaa sɛ: Me ba Salomo yɛ abɔfra na ɔyɛ bɔkɔɔ, na efie no, wɔnsi mma AWURADE mma no nso kɛseɛ pa ara, na ɛnyɛ din ne afɛfɛdeɛ mma nsase nyinaa, na enti mɛsiesie mama no. Na Dawid siesiee nnoɔma a wɔdi si dan pii pa ansa na ɔrewuo.

6 Na ɔfrɛɛ ne ba Salomo, na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnsi efie mma AWURADE, Israel Nyankopɔn.

7 Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi efie ama AWURADE me Nyankopɔn din,

8 na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: Woaka mogya bebree agu, na woadi ako akɛseɛ; nsi efie mma me din, na woaka mogya bebree agu fam wɔ m’anim.

9 Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima ama wo, ɔno na ɔbɛyɛ asomdwoeɛ nipa, na mɛma ne ho adwo no afiri n’atamfo nyinaa a wɔatwa ne ho ahyia. Na Salomo (a aseɛ ne: Asomdwoeɛni) na ɛbɛyɛ ne din, na asomdwoeɛ ne kommyɛ nso na mede bɛba Israel so ne berɛ soɔ.

10 Ɔno na ɔbɛsi efie ama me din, na ɔno na ɔbɛyɛ me ɔba, na me nso mɛyɛ no agya, na mɛma n’ahennie adwa atim Israel so akɔsi daa.

11 Afei, me ba, AWURADE nni w’akyi, na yɛ prɔmprɔm, na si AWURADE wo Nyankopɔn fie no, sɛdeɛ ɔkaa no wo ho no.

12 Na AWURADE mma wo nimdeɛ ne nhunumu, na ɔnhyɛ wo Israel ho mmara, na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn mmara di so.

13 Sɛ wohwɛ wo ho sɛ wobɛdi ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE hyɛɛ Mose Israel ho no so a, ɛnneɛ wobɛyɛ prɔmprɔm. Hyɛ wo ho den na pirim w’anim. Nsuro anaasɛ mma w’akoma nntu.

14 Na hwɛ, m’amaneɛ mu no, masiesie AWURADE fie no ho sika dwetikɛseɛ mpemha ne dwetɛ dwetikɛseɛ ɔpepem, na kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ deɛ, ɛnni nkariiɛ, ɛfiri sɛ ɛdɔɔso pii pa, na nnua ne aboɔ nso, masiesie, na wode ebi aka ho.

15 Nso wowɔ adwumayɛfoɔ pii pa ara: Aboɔpaefoɔ ne aboɔ ne nnua adwumfoɔ ne adwuma nyinaa mu adwumfoɔ.

16 Sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ no nni ano. Sɔre na yɛ, na AWURADE nni w’akyi.

17 Ɛnna Dawid hyɛɛ Israel mmapɔmma nyinaa sɛ, wɔmmoa ne ba Salomo na ɔse:

18 Ɛnyɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔdi mo akyire na wama mo ho nyinaa adwo mo ahyia? Na ɔde asase no sofoɔ ahyɛ me nsa, na wɔabrɛ asase no ase AWURADE ne ne man anim?

19 Afei momfa mo akoma ne mo kra mma, sɛ mobɛhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn. Na monsɔre nkɔsi AWURADE Nyankopɔn kronkronbea no, na wɔmfa AWURADE apam adaka no ne Nyankopɔn akronkronneɛ no mmra efie a wɔbɛsi ama AWURADE din no mu.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 23

Lewifoɔ som ho nhyehyɛɛ

1 Na Dawid bɔɔ akora pa ara no, ɔde ne ba Salomo sii Israel so hene.

2 Na Dawid boaa Israel mmapɔmma nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ano hyiae.

3 Na wɔkan Lewifoɔ no, nnipa a wɔadi mfirinhyia aduasa ne akyire no, na wɔn dodoɔ yɛ mpemaduasa nwɔtwe.

4 Yeinom mu mpemaduonu nnan na wɔnhwɛ AWURADE fie adwuma no soɔ, na mpemnsia nyɛ atwerɛfoɔ ne atemmufoɔ,

5 na mpemnan nyɛ apono ano ahwɛfoɔ, na mpemnan nso mfa nnoɔma a meyɛ memaa ayeyie no nyi AWURADE ayɛ.

6 Na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sɛdeɛ Lewi mma no teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.

7 Gersonfoɔ ne: Ladan ne Simei.

8 Ladan mma ne: Otitire Yehiel ne Setam ne Yoel, wɔyɛ baasa.

9 Simei mma ne: Selomot ne Hasiel ne Haran, wɔyɛ baasa. Yeinom ne Ladan agyanom atitire.

10 Na Simei mma ne: Yahat, Sisa, Yeus ne Beria. Yeinom ne Simei mma, wɔyɛ baanan.

11 Na Yahat ne panin, na Sisa di hɔ, na Yeus ne Beria nni mma pii nti, wɔyɛɛ ɔkan mu agya fie baako.

12 Kohat mma ne: Amram, Yishar, Hebron ne Usiel, wɔyɛ baanan.

13 Amram mma ne: Aaron ne Mose. Na wɔyii Aaron sɛ ɔmmɛyɛ ade kronkronkron no ho adeɛ, ɔno ne ne mma nkɔsi daa; sɛ wɔnhye aduhwam AWURADE anim, na wɔnsom, na wɔmfa ne din nhyira nkɔsi daa.

14 Na wɔbɔɔ Nyankopɔn nipa Mose mma din fraa Lewi abusuakuo no mu.

15 Mose mma ne: Gersom ne Eliesa.

16 Gersom mma: Sebuel, otitire no.

17 Na Eliesa mma: Rehabia, otitire no. Na Eliesa nni mma foforɔ, na Rehabia mma deɛ, na wɔdɔɔso pii.

18 Yishar mma: Selomit ne panin.

19 Hebron mma: Yeria ne panin, Amaria di hɔ, Yahasiel tɔ so mmiɛnsa, Yekameam tɔ so nnan.

20 Usiel mma: Mika ne panin, na Yisia di hɔ.

21 Merari mma ne: Mahli ne Musi. Mahli mma ne: Eleasa ne Kis.

22 Na Eleasa wui, na ɔnni mmammarima, mmammaa nko ara na na ɔwɔ. Na wɔn nuanom Kis mma waree wɔn.

23 Musi mma ne: Mahli, Eder ne Yeremot, wɔyɛ baasa.

24 Yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, agyanom mu atitire, sɛ wɔkan wɔn mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn din dodoɔ teɛ, a wɔyɛ AWURADE fie som adwuma no, wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu ne akyire.

25 Na Dawid kaa sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn ama me man ho adwo wɔn, na ɔte Yerusalem daa.

26 Na Lewifoɔ no nso ansoa ntomadan no ne ne som ho nnoɔma no biara bio,

27 ɛfiri sɛ Dawid nsɛm a ɛdi akyire no mu no, wɔkan Lewi mma no dodoɔ de firi deɛ wadi mfirinhyia aduonu soɔ de rekorɔ.

28 Na wɔn adwuma ne sɛ wɔhwɛ Aaron mma no nsa ano, sɛ wɔnsom AWURADE fie n’abannwa so ne mpia no mu, na wɔmma akronkronneɛ no nyinaa ho mfi, na wɔnyɛ Nyankopɔn fie som adwuma,

29 na wɔnyɛ kyerɛ paanoo ne esiam, aduane afɔdeɛ ne apiti taterɛ ne dadeɛ ayowa ne akyeduane ho adeɛ, na wɔnhwɛ ɔhyɛ adeɛ ne susuo adeɛ nyinaa so.

30 Na wɔnnyina hɔ daa anɔpa nna ase, nyi AWURADE ayɛ, na anwummerɛ nso, saa ara,

31 na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nyinaa mma AWURADE, homeda ne bosome foforɔ ne afahyɛ mu, ne dodoɔ mu sɛdeɛ n’atorɔmuadeɛ teɛ daa, AWURADE anim,

32 na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma, ne kronkronbea som adwuma ne wɔn nuanom Aaron mma som adwuma no, mfa nsom AWURADE fie.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 24

Asɔfokuo ahodoɔ aduonu nnan no

1 Na Aaron mma no deɛ, wɔn mu nkyekyɛmu nie: Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar.

2 Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wɔnni mma. Na Eleasa ne Itamar bɛdii asɔfoɔ.

3 Na Dawid buu wɔn mu: Sadok a ɔfiri Eleasa mma mu, ne Ahimelek a ɔfiri Itamar mma mu, sɛdeɛ wɔn adwumayɛ dibea teɛ wɔ wɔn som no mu.

4 Na wɔhunuu Eleasa mma mu mmarima no mu atitire bebree sene Itamar mma mu, na wɔbuu wɔn mu: Eleasa mma nyaa mpanimfie atitire dunsia, na Itamar mma, wɔn mpanimfie so, nwɔtwe.

5 Na wɔtoo wɔn so ntonto tetee wɔn mu, yeinom ne yeinom, na kronkronbea mmapɔmma ne Nyankopɔn mmapɔmma no firi Eleasa mma ne Itamar mma mu.

6 Na Netanel ba Ɔtwerɛfoɔ Semaia a ɔfiri Lewifoɔ mu no twerɛɛ ne nyinaa wɔ ɔhene ne mmapɔmma ne Ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ agyanom mu atitire no anim, wɔyii agya fie baako maa Eleasa ansa na wɔreyi baako nso ama Itamar.

7 Na ntonto no bɔɔ Yehoiarib kane. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛɛ Yedaia deɛ,

8 Harim deɛ tɔɔ so mmiɛnsa, Seorim deɛ, nnan,

9 Malkia deɛ, nnum, Miyamin deɛ, nsia.

10 Hakos deɛ, nson, Abia deɛ, nwɔtwe,

11 Yesuadeɛ, nkron, Sekania deɛ, edu,

12 Eliasib deɛ, dubaako, Yakim deɛ, dummienu,

13 Hupa deɛ, dummiɛnsa, Yesebeab deɛ, dunan,

14 Bilga deɛ, dunum, Imer deɛ, dunsia,

15 Hesir deɛ, dunson, Hapises deɛ, dunwɔtwe,

16 Petahia deɛ, dunkron, Yeheskel deɛ, aduonu,

17 Yakin deɛ, aduonu baako, Gamul deɛ, aduonu mmienu,

18 Delaia deɛ, aduonu mmiɛnsa, Maasia deɛ, aduonu nnan.

19 Yei ne wɔn adwumayɛ dibea, sɛdeɛ wɔn som no teɛ, sɛ wɔnhyɛne AWURADE fie sɛ wɔn atorɔmudeɛ a ɛnam wɔn agya Aaron so baeɛ no, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛɛ no no.

Lewi mma mu atitire

20 Na Lewi mma a aka no deɛ: Amram mma mu: Subael; Subael mma mu: Yehdeia.

21 Rehabia deɛ, Rehabia mma mu: Yisia ne panin.

22 Yisharfoɔ mu: Selomot. Selomot mma mu: Yahat.

23 Na Hebron mma ne: Yeria, otitire Amaria di hɔ, Yahasiel tɔ so mmiɛnsa, Yekameam tɔ so nnan.

24 Usiel mma: Mika. Mika mma mu: Samir.

25 Mika nua Yisia. Yisia mma mu: Sakaria.

26 Merari mma ne: Mahli ne Musi; ne ba Yaasia mma: Beno.

27 Merari mma a wɔyɛ ne ba Yaasia deɛ ne: Beno, Soham, Sakur ne Ibri.

28 Mahli deɛ: Eleasa, na ɔno deɛ, ɔnni mma.

29 Kis deɛ, Kis mma: Yerahmeel.

30 Na Musi mma ne: Mahli, Eder ne Yerimot. Yeinom ne Lewifoɔ mma sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ.

31 Na yeinom nso twee ntonto sɛ wɔn nuanom Aaron mma no ara, Ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ agyanom atitire no anim, agyanom mu atitire, sɛ ne nua kumaa ara.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 25

Adwontofoɔ no kuo ahodoɔ aduonu nnan

1 Nso Dawid ne ɛdom so asafohene no yiyii Asaf ne Heman ne Yedutun mma no mu wɔn a wɔmfa nsankutene ne mmɛnta ne nnawuro so nsom, nhyɛ nkɔm. Na nnipa a na wɔyɛ adwuma no sɛdeɛ wɔn som ne wɔn dodoɔ teɛ nie:

2 Asaf mma mu: Sakur, Yosef, Netania ne Asarela, Asaf mma a wɔhyɛ Asaf aseɛ, ɔno na sɛ ɔhene bisa a ɔhyɛ nkɔm.

3 Yedutun deɛ: Yedutun mma ne: Gedalia, Seri, Yesaia ne Simei, Hasabia ne Matitia, baasia no hyɛ wɔn agya Yedutun ase, ɔno na ɔkura sankuten, hyɛ nkɔm, de aseda ne ayeyie ma AWURADE.

4 Heman deɛ: Heman mma ne: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel ne Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti ne Romamti-eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, Mahasiot.

5 Yeinom nyinaa ne ɔhene dehunufoɔ Heman mma sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no soɔ no; ɛfiri sɛ Onyankopɔn maa Heman mmammarima dunan ne mmammaa baasa.

6 Yeinom nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase AWURADE fie dwontoɔ no mu, kurakura nnawuro, mmɛnta ne nsankutene som Nyankopɔn fie. Asafo ne Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene ase.

7 Na wɔne wɔn nuanom a wɔakyerɛ wɔn AWURADE dwontoɔ no, a wɔawedare mu no ano si ahanu aduɔwɔtwe nwɔtwe.

8 Na wɔtwee ɔhwɛ adwuma no so ntonto pɛ maa wɔn mu nkumaa ne akɛseɛ, animdefoɔ ne asuafoɔ.

9 Na ntonto a ɛdi kan no firi maa Asaf de maa Yosef. Gedalia deɛ tɔ so mmienu, ɔne ne nuanom ne ne mma yɛ dummienu.

10 Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne: Sakur, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

11 Deɛ ɔtɔ so nnan no firi maa Yisri, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

12 Deɛ ɔtɔ so nnum ne: Netania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

13 Deɛ ɔtɔ so nsia ne: Bukia ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

14 Deɛ ɔtɔ so nson ne: Yesarela, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

15 Deɛ ɔtɔ so nwɔtwe ne: Yesaia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

16 Deɛ ɔtɔ so nkron ne: Matania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

17 Deɛ ɔtɔ so du ne: Simei, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

18 Deɛ ɔtɔ so dubaako ne: Asarel, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

19 Deɛ ɔtɔ so dummienu ne: Hasabia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

20 Deɛ ɔtɔ so dummiɛnsa ne: Subael, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

21 Deɛ ɔtɔ so dunan ne: Matitia, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

22 Deɛ ɔtɔ so dunum ne: Yeremot, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

23 Deɛ ɔtɔ so dunsia ne: Hanania, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

24 Deɛ ɔtɔ so dunson ne: Yosbekasa, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

25 Deɛ ɔtɔ so dunwɔtwe ne: Hanani, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

26 Deɛ ɔtɔ so dunkron ne: Maloti, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

27 Deɛ ɔtɔ so aduonu ne: Eliata, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

28 Deɛ ɔtɔ so aduonu baako ne: Hotir, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

29 Deɛ ɔtɔ so aduonu mmienu ne: Gidalti, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

30 Deɛ ɔtɔ so aduonu mmiɛnsa ne: Mahasiot, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

31 Deɛ ɔtɔ so aduonu nnan ne: Romamti-eser, ne mma ne ne nuanom, wɔyɛ dummienu.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 26

Apono ano ahwɛfoɔ

1 Apono ano ahwɛfoɔ no mu nkyekyɛmu nie: Korafoɔ no mu: Kore ba Meselemia, ɔfiri Asaf mma mu.

2 Na Meselemia wɔ mma: Sakaria n’abakan, Yediael tɔ so mmienu, Sebadia tɔ so mmiɛnsa, Yatniel tɔ so nnan,

3 Elam tɔ so nnum, Yohanan tɔ so nsia, Eliehoenai tɔ so nson.

4 Na Obed-Edom wɔ mma: Semaia n’abakan, Yehosabad tɔ so mmienu, Yoah tɔ so mmiɛnsa, Sakar tɔ so nnan, Netanel tɔ so nnum,

5 Amiel tɔ so nsia, Isakar tɔ so nson, Peuletai tɔ so nwɔtwe, na Onyankopɔn ahyira no.

6 Na ne ba Semaia nso, wɔwoo mmammarima maa no, na wɔdii wɔn agya fie so, na wɔyɛ mmarima a wɔtumi wɔn ho.

7 Semaia mma ne: Otni ne Refael ne Obed, Elsabad a ne nuanom Elihu ne Semakia yɛ nnipa a wɔtumi wɔn ho.

8 Yeinom nyinaa firi Obed-Edom mma mu, wɔne wɔn mma ne wɔn nuanom, mmarima a wɔtumi wɔn ho a wɔwɔ ɔsom mu ahoɔden, wɔyɛ aduosia mmienu a wɔyɛ Obed-Edom asefoɔ.

9 Na Meselemia wɔ mma ne anuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho, dunwɔtwe.

10 Na Hosa a ɔfiri Merari mma mu no wɔ mma: Simri ne panin, (ɔnyɛ abakan deɛ, nanso n’agya na ɔde no sii tire).

11 Hilkia tɔ so mmienu, Tebalia tɔ so mmiɛnsa, Sakaria tɔ so nnan; Hosa mma ne ne nuanom nyinaa yɛ dummiɛnsa.

12 Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ no nkyekyɛmu, sɛdeɛ mmarima no atitire teɛ. Wɔwɔ ɔwɛn adwuma wɔn nuanom ntentensoɔ, sɛ wɔnsom AWURADE fie.

13 Na wɔtwee ntonto, nkumaa ne akɛseɛ so, sɛ wɔn mpanimfie teɛ, de yiyii wɔn apono.

14 Na apueeɛ ntonto no firi maa Selemia. Na ne ba Sakaria a ɔyɛ nimdeɛ mu fotufoɔ no nso, wɔtwee ntonto no, ɔnyaa atifi fam.

15 Obed-Edom nyaa anafoɔ fam, na ne mma deɛ ne anoboa dan no.

16 Supim ne Hosa deɛ wɔ atɔeɛ fam, Saleket pono ho, aforoeɛ tempɔn no so, ɔwɛn wɔ ɔwɛn ntentensoɔ.

17 Lewifoɔ baasia wɔ apueeɛ, baanan wɔ atifi fam da biara, baanan wɔ anafoɔ fam da biara, na anoboa dan no ho deɛ, baanu baanu.

18 Parbar a ɛwɔ atɔeɛ fam no, nnipa baanan wɔ ɔtempɔn no ano, na baanu wɔ Parbar ho.

19 Yeinom ne apono ano ahwɛfoɔ nkyekyɛmu no, Korafoɔ mma ne Merari mma no mu.

Sannaafoɔ no

20 Na Ahia a ɔyɛ Lewifoɔ no mu bi di Nyankopɔn fie akoradeɛ ne akronkronneɛ akoradeɛ no so:

21 Ladan mma, Gersonni no mma a wɔyɛ Ladan deɛ no, Gersonni Ladan agyanom atitire: Yehieli.

22 Yehieli mma, Setam ne ne nua Yoel, hwɛɛ AWURADE fie akoradeɛ no so.

23 Amramfoɔ, Yisharfoɔ, Hebronfoɔ, Usielfoɔ no mu

24 na Mose ba Gersom ba Sebuel di akoradeɛ no so panin.

25 Na ne nuanom yɛ Eliesa deɛ: Ne ba Rehabia, ne ba Yesaia, ne ba Yoram, ne ba Sikri, ne ba Selomot.

26 Ɔno Selomot ne ne nuanom di akronkronneɛ a Dawid a ɔyɛ ɔhene no ne agyanom atitire, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne dɔm asafohene no yɛɛ no kronkron no akoradeɛ nyinaa so,

27 akodie mu asadeɛ na wɔyii bi yɛɛ no kronkron sɛ wɔde asiesie AWURADE fie.

28 Na nnoɔma nyinaa nso a ɔdehunufoɔ Samuel ne Kis ba Saulo ne Ner ba Abner ne Seruia ba Yoab yɛɛ no kronkron no, ɛhyɛ Selomot ne ne nuanom nsa.

Atemmufoɔ no

29 Yisharfoɔ mu na Kenania ne ne mma yɛ Israel so anihumafoɔ adwuma mu, wɔyɛ atwerɛfoɔ ne atemmufoɔ.

30 Hebronfoɔ mu na Hasabia ne ne nuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho, apem ahanson, hwɛɛ Israel so, Yordan atɔeɛ fam, AWURADE adwuma ne ɔhene som nyinaa fam.

31 Hebronfoɔ no mu na Yeria yɛ panin sɛdeɛ Hebronfoɔ no awoɔ ntoatoasoɔ ne agyanom teɛ. (Dawid ahennie afe a ɛtɔ so aduanan mu na wɔhwehwɛɛ wɔn mu, na wɔhunuu wɔn mu mmarima a wɔtumi wɔn ho wɔ Yaser-gilead.)

32 Na ne nuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho yɛ mpennu ahanson, na Ɔhene Dawid de wɔn sisii Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no so, Nyankopɔn ne ɔhene nsɛm nyinaa fam.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 27

Asafohene dummienu no

1 Na Israel mma a wɔabu wɔn ano agyanom atitire, ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene, ne wɔn ahwɛfoɔ a wɔsom ɔhene akuo akuo ahodoɔ no nsɛm nyinaa mu, wɔn a wɔba ne wɔn a wɔfiri adi bosome biara, afe mu abosome nyinaa mu nkyekyɛmu mmaako mmaako no yɛ nnipa mpemaduonu nnan.

2 Bosome a ɛdi kan mu kuo a ɛdi kan no so na Yasobeam Sabdiel ba die, na ne nkyekyɛmu no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

3 Ɔfiri Peres mma mu na ɔdi dɔm asafohene nyinaa so, bosome a ɛdi kan no mu.

4 Na bosome a ɛtɔ so mmienu no kuo so na Ahohini Dodai die, na ne kuo so bapɔmma ne Miklot; na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

5 Bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no dɔm so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa ne Ɔsɔfoɔ Yehoiada ba Benaia, ɔyɛ panin, na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

6 Ɔno Benaia ne aduasa no mu dɔmmarima a ɔdi aduasa no soɔ, na ne ba Amisabad fra ne kuo mu.

7 Deɛ ɔtɔ so nnan, bosome a ɛtɔ so nnan mu, ne Yoab ne nua Asahel, na ne ba Sebadia wɔ n’akyi, na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

8 Deɛ ɔtɔ so nnum bosome a ɛtɔ so nnum mu ne ɔsafohene Yisrahini Samhut, na ne nkyekyɛmu mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

9 Deɛ ɔtɔ so nsia bosome a ɛtɔ so nsia mu, ne Tekoani Ikes ba Ira, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

10 Deɛ ɔtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nson, mu ne Pelonni Heles a ɔfiri Efraim mma mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

11 Deɛ ɔtɔ so nwɔtwe, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu, ne Husani Sibekai a ɔfiri Serafoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

12 Deɛ ɔtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so nkron mu, ne Anatotni Abieser a ɔfiri Benyaminfoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

13 Deɛ ɔtɔ so du, bosome a ɛtɔ so du mu, ne Netofani Maharai a ɔfiri Serafoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

14 Deɛ ɔtɔ so dubaako, bosome a ɛtɔ so dubaako mu, ne Piratonni Benaia a ɔfiri Efraim mma mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

15 Deɛ ɔtɔ so dummienu, bosome a ɛtɔ so dummienu mu, ne Netofani Heldai a ɔyɛ Otniel aseni, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

Mmapɔmma no

16 Na wɔn a wɔdi Israel mmusuakuo no soɔ nie: Rubenfoɔ bapɔmma ne Sikri ba Eliesa; Simeonfoɔ mu: Maaka ba Sefatia;

17 Lewifoɔ mu: Kemuel ba Hasabia; Aaron asefoɔ mu: Sadok;

18 Yuda mu: Elihu a ɔfiri Dawid nuanom mu; Isakar mu: Mikael ba Omri;

19 Sebulon mu: Obadia ba Yismaia; Naftali mu: Asriel ba Yerimot;

20 Efraim mma mu: Asasia ba Hosea; Manase abusuakuo fa mu: Pedaia ba Yoel;

21 Manase abusuakuo fa a ɛwɔ Gilead no mu: Sakaria ba Ido; Benyamin mu: Abner ba Yaasiel;

22 Dan mu: Yeroham ba Asarel. Yeinom ne Israel mmusuakuo so asafohene.

23 Na Dawid ammu wɔn a wɔnnii mfirinhyia aduonu, ɛfiri sɛ AWURADE aka sɛ ɔbɛma Israel adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.

24 Seruia ba Yoab firi aseɛ kanee, na wanwie. Na yei nti abufuo baa Israel so, na dodoɔ no, wɔantwerɛ no Ɔhene Dawid berɛsosɛm nwoma no mu.

Dawid nhenkwaa ne ne mpanimfoɔ

25 Na ɔhene akoradeɛ no so na Adiel ba Asmawet ɔhwɛ, na akoradeɛ a ɛwɔ asase no soɔ, nkuro ne nkurowa ne abantenten mu no so na Usia ba Yonatan hwɛ.

26 Na wɔn a wɔyɛ mfuo mu adwuma dɔ asase no so na Kelub ba Esri die.

27 Na bobe nturo so na Ramatni Simei die, na bobe nturo no mu akoransa no so na Sifimni Sabdi die.

28 Na ngo nnua ne akyee a ɛwɔ mpaperɛ soɔ no so na Gederni Baal-hanan die. Na ngo akoradeɛ no so na Yoas die.

29 Na anantwie a wɔyɛne wɔn Saron no so na Saronni Sitrai die, na mmonhwa no mu anantwie so na Adlai ba Safat die.

30 Na yoma so na Ismaelni Obil hwɛ, na mfunumu so na Meronotni Yehedia hwɛ.

31 Na nnwan so na Hagarni Yasis hwɛ. Yeinom nyinaa yɛ Ɔhene Dawid nnoɔma so ahwɛfoɔ.

32 Na Dawid n’agya nua Yonatan ne ɔfotufoɔ, ɔyɛ ɔbarima nhunumufoɔ, na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ nso. Ɔno ne Hakmoni ba Yehiel na ɔtetee ɔhene mma no.

33 Na Ahitofel ne ɔhene fotufoɔ, na Arkini Husai ne ɔhene adamfo.

34 Na Ahitofel akyi na Benaia ba Yehoiada ne Abiatar diiɛ. Na ɔhene no sahene ne Yoab.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 28

Salomo bɛdi n’agya Dawid adeɛ

1 Na Dawid hyiahyiaa Israel mmapɔmma nyinaa, mmusuakuo so mmapɔmma ne akuo so asafohene a wɔsom ɔhene no, ne mpem mpem so asafohene, ne ɔha ha so asafohene, ne ɔhene ne ne mma ahodeɛ ne mmoa nyinaa so asafohene, wɔne mpiadifoɔ, ne nnɔmmarima no, ne mmarima a wɔawedare wɔ ɔko mu nyinaa baa Yerusalem.

2 Na Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kaa sɛ: Me nuanom ne me man, montie me! Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi homebea fie mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ. Na masiesie ne sie no ho.

3 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ: Nsi efie mma me din, ɛfiri sɛ woyɛ ɔkofoni nipa na woaka mogya nso agu.

4 Na AWURADE, Israel Nyankopɔn ayi me afiri m’agya fiefoɔ nyinaa mu sɛ menni Israel so hene nkɔsi daa. Na wayi Yuda asi no panin, na Yuda fie mu nso wayi m’agya fie, na m’agya mma mu nso ɔpɛɛ m’asɛm sɛ ɔde me bɛsi Israel nyinaa soɔ,

5 na me mma nyinaa mu no, (ɛfiri sɛ AWURADE ama me mma pii,) wayi me ba Salomo sɛ ɔntena AWURADE ahennie adwa a wɔde di Israel soɔ no so.

6 Na waka akyerɛ me sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛsi me fie ne m’abannwa no. Na mayi no ayɛ ɔba, na me nso mɛyɛ no agya.

7 Na sɛ ɔkura mu di me mmara nsɛm ne m’atemmudeɛ so sɛ ɛnnɛ da yi a, mɛma n’ahennie atim akɔsi daa.

8 Na afei, Israel a wɔyɛ AWURADE badwa no nyinaa anim ne yɛn Nyankopɔn aso mu, mese: Monhwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa nni so, nhwehwɛ akyiri kwan, na moadi asase pa yi so, na moagya no awunnyadeɛ ama mo mma, mo akyi akɔsi daa.

9 Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.

10 Afei hwɛ sɛ AWURADE ayi wo sɛ si efie a ɛbɛyɛ kronkronbea; hyɛ wo ho den na yɛ!

Asɔrefie no nsususoɔ ne agyapadeɛ

11 Na Dawid maa ne ba Salomo asɔredan no ntwonoowa ne ɛho adan ne n’adekora mpia ne abansoro mpia ne emu fam mpia ne mpata adwa dan no nsususoɔ

12 ne adeɛ biara a ɛwɔ ne honhom mu nsususoɔ, AWURADE fie abannwa ne mpia a ɛtwa ho hyia nyinaa, ne Nyankopɔn fie adekoraeɛ ne akronkronneɛ akoraeɛ,

13 ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ nkyekyɛmu ne AWURADE fie som adwuma no nyinaa ne AWURADE fie som ho adeɛ nyinaa;

14 sika deɛ no, wɔ sika nkariiɛ so, sɛ wɔmfa nyɛ ɔsom no nyinaa ho adeɛ, dwetɛ adeɛ nyinaa, ne nkariiɛ so, sɛ wɔmfa nyɛ ɔsom no nyinaa ho adeɛ;

15 ne sika nkaneadua ne ɛho sika nkanea no nkariiɛ, sɛdeɛ kaneadua biara ne ɛho nkanea nkariiɛ teɛ, ne dwetɛ nkaneadua sɛdeɛ kaneadua biara ne ɛho nkanea nkarii teɛ, sɛdeɛ nkaneadua no nyinaa ho som teɛ no;

16 ne kyerɛ paanoo pono biara sika a wɔakarie ne dwetɛ apono no dwetɛ;

17 ne adinam ne nkoraa ne nkuruwa ho sika amapa, ne sika mmonsua deɛ, sɛdeɛ ebiara nkariiɛ teɛ, ne dwetɛ mmonsua deɛ, sɛdeɛ ebiara nkariiɛ teɛ;

18 ne aduhwam hyeɛbukyia no ho sika a wɔayiyi mu, ne nkariiɛ so; ne teaseɛnam a ɛne sika kerubim a wɔtrɛ mu kata AWURADE apam adaka no soɔ no nsususoɔ.

19 Ne nyinaa wɔ atwerɛeɛ a ɛfiri AWURADE nsam baa me soɔ no mu na ɔkyerɛɛ me nsususoɔ nnwuma no nyinaa.

20 Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Hyɛ wo ho den na mia w’ani, na yɛ, nsuro na mma w’akoma nntu, na AWURADE Nyankopɔn, me Nyankopɔn no, di w’akyi. Ɔrempa wo, na ɔrennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛwie AWURADE fie som adwuma no nyinaa.

21 Na hwɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ akuakuo a wɔbɛsom Nyankopɔn fie som nyinaa nie. Na adwuma no nyinaa mu, nnipa a wɔyi wɔn yam, na wɔwɔ ɔsom nyinaa ho nyansa, ne asafohene no ne ɔman no nyinaa, wɔ wo nsam.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 29

Ɛtoɔ kɛseɛ a wɔyi ma asɔrefie no

1 Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Me ba Salomo, a ɔno nko na Onyankopɔn ayi no no, yɛ abɔfra, na ɔnni suahunu, na adwuma no so, ɛfiri sɛ ahemfie no nyɛ onipa dea, na ɛyɛ AWURADE Nyankopɔn dea.

2 Na me tumi nyinaa, na mede masiesie me Nyankopɔn fie no ho sika ama sika adeɛ, ne dwetɛ ama dwetɛ adeɛ, ne kɔbere mfrafraeɛ adeɛ ho kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ adeɛ nso dadeɛ, ne nnua adeɛ, nnua, apopobibire aboɔ ne nhyehyɛmu aboɔ, aboɔ hyɛnhyɛn ne aboɔ nworonnworan ne aboɔden aboɔ nyinaa ne abofufuo pii pa.

3 Nanso me Nyankopɔn fie ho anisɔ nti, me sika ne dwetɛ akoradeɛ a ɛwɔ me hɔ no, mede mama me Nyankopɔn fie no apae deɛ masiesie asie kronkronbea fie no nyinaa so.

4 Sika dwetikɛseɛ mpensa, Ofir sika ne dwetɛ a wɔayiyi mu dwetikɛseɛ mpemnson, sɛ wɔmfa nnura adan no afasuo no ho,

5 na wɔmfa sika no nyeyɛ sika nnoɔma, na wɔmfa dwetɛ no nyeyɛ dwetɛ nnoɔma, na wɔmfa nyɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma no nyinaa. Na afei, hwan na ɔyi ne yam ama, na wadwira ne ho ama AWURADE nnɛ?

6 Ɛnna agyanom mmapɔmma ne Israel mmusuakuo mmapɔmma ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne ɔhene adwuma so ahwɛfoɔ no nyaa ɛho anigyeɛ,

7 na wɔmaa Nyankopɔn fie som no ho sika dwetikɛseɛ mpemnum ne sika dare mpemdu ne dwetɛ dwetikɛseɛ mpemdu ne kɔbere mfrafraeɛ dwetikɛseɛ mpemdunwɔtwe ne dadeɛ dwetikɛseɛ mpemha.

8 Na wɔn a wɔhunuu wɔn hɔ aboɔ no, de maa AWURADE fie akoradeɛ no, de hyɛɛ Gersonni Yehiel nsa.

Dawid aseda mpaebɔ

9 Na ɔman no ani gyee deɛ wɔyii wɔn yam de maeɛ no ho, ɛfiri sɛ akoma mu nyinaa na wɔde yii wɔn yam de maa AWURADE, na Ɔhene Dawid nso ani gyee anigyeɛ kɛse.

10 Na Dawid hyiraa AWURADE, badwa no nyinaa anim, na Dawid kaa sɛ: Nhyira ne wo, AWURADE, yɛn agya Israel Nyankopɔn, firi daa kɔsi daa.

11 Wo AWURADE na kɛseyɛ, mmaninyɛ, animuonyam, nkonimdie ne aseda wɔ woɔ, na deɛ ɛwɔ ɔsoro ne asase soɔ nyinaa wɔ wo. Wo, AWURADE, na ahennie wɔ woɔ, na wo na wokorɔn wɔ adeɛ nyinaa soɔ.

12 Na ahonya ne animuonyam firi w’anim, na wo na wodi adeɛ nyinaa soɔ, na wo nsam na ahoɔden ne mmaninyɛ wɔ, na nnipa nyinaa kɛseyɛ ne denhyɛ wɔ wo nsam.

13 Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn deɛ, yɛda wo ase, na yɛyi w’animuonyam din no ayɛ.

14 Na hwan ne me, na hwan ne me man, na yɛanya ahoɔden sɛ yɛbɛyi yɛn yam ama adeɛ seyie? Na wo nkyɛn na ne nyinaa fire, na wo nsam na yɛnyaa no, na yɛde ama woɔ yi.

15 Na ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ ne yɛn wɔ w’anim, sɛ yɛn agyanom nyinaa. Yɛn nna te sɛ sunsum asase so, na anidasoɔ biara nni hɔ.

16 AWURADE yɛn Nyankopɔn, ade kuo yi a yɛasiesie sɛ yɛde rebɛsi efie ama wo din kronkron yi nyinaa, wo nsam na ɛfire, na wo na ne nyinaa wɔ woɔ.

17 Na menim, me Nyankopɔn, sɛ wo deɛ, wosɔ akoma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me deɛ, m’akomam teeyɛ mu na mayi me yam ama yeinom nyinaa, na afei wo man a wɔhu wɔn ɛha yi nso, mede anigyeɛ mahunu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo adeɛ.

18 AWURADE, yɛn agyanom Abraham ne Isak ne Israel Nyankopɔn, fa yei sie wo man akoma mu, adwene mu, nsusuiɛ mu, kɔsi daa, na siesie wɔn akoma bra wo nkyɛn.

19 Na me ba Salomo no, ma no akoma a ɛdi mu, na ɔnhwɛ wo mmara nsɛm, w’adanseɛ ne w’ahyɛdeɛ, na ɔnyɛ ne nyinaa, na ɔnsi ahemfie a masiesie ho asie no.

Wɔsra Salomo ngo

20 Na Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Monhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na badwa no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkoto sɔree AWURADE ne ɔhene.

21 Na wɔbobɔɔ AWURADE afɔdeɛ, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE, da no. Na adeɛ kyeeɛ no, wɔde anantwinini apem, adwennini apem, nnwan mma apem ne wɔn ho ahwiesa ne afɔdeɛ pii pa maa Israel nyinaa.

22 Na wɔde anigyeɛ kɛseɛ didi nomee, AWURADE anim da no.

Na wɔsii Dawid ba Salomo hene ne mprenu so, na wɔsraa no ngo maa AWURADE sɛ bapɔmma, na Sadok nso wɔhyɛɛ no ɔsɔfoɔ.

23 Na Salomo tenaa AWURADE adwa so dii n’agya Dawid adeɛ, na ɔyɛɛ prɔmprɔm, na Israel nyinaa tiee no.

24 Na mmapɔmma no nyinaa ne nnɔmmarima no nyinaa ne Ɔhene Dawid mma no nyinaa nso de wɔn ho hyɛɛ Ɔhene Salomo ase.

25 Na AWURADE maa Salomo so kɛse pa ara Israel nyinaa ani so, na ɔhyɛɛ no ahennie mu animuonyam a ahemfo a wɔdii Israel soɔ dii n’anim no biara nnyaa bi da.

Dawid wuo

26 Saa na Yisai ba Dawid dii Israel nyinaa so hene.

27 Na nna a ɔde dii Israel soɔ no yɛ mfirinhyia aduanan. Ɔdii hene mfeɛ nson wɔ Hebron, na Yerusalem deɛ, ɔdii mfeɛ aduasa mmiɛnsa.

28 Na ɔwuu onyini pa mu a nna ne adedodoɔ ne animuonyam amee no. Na ne ba Salomo bɛdii n’adeɛ.

29 Na Ɔhene Dawid nsɛm a ɛdi kan ne deɛ ɛdi akyire no, hwɛ, wɔatwerɛ no Ɔdehunufoɔ Samuel nsɛm ne Odiyifoɔ Natan Nsɛm ne Ɔdehwɛfoɔ Gad nsɛm mu.

30 Yeinom da n’ahennie ne ne mmaninyɛ nyinaa, ne deɛ ɛsii ne berɛ so a ɛfa ɔno ara ne ho, Israel ho, ne aman ahennie nyinaa ho adi.