Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 11

Dawid bɛdi Israel ne Yuda so hene

1 Na Israel nyinaa boaboaa wɔn ano baa Dawid nkyɛn wɔ Hebron bɛkaa sɛ: Hwɛ, wo bogya ne yɛn.

2 Na kane a na Saulo di hene no, wo ara na wode Israel firii adie na wode wɔn baa mu. Na AWURADE wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo ara na wobɛdi me man Israel so bapɔmma.

3 Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pam AWURADE anim wɔ Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Samuel so kaeɛ no teɛ.

4 Na Dawid ne Israel nyinaa sii mu kɔɔ Yerusalem, a na ɛne Yebus no, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na Yebusifoɔ a wɔyɛ asase no sofoɔ no teɛ.

5 Na Yebusifoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woremma ha. Nanso Dawid faa Sion aban a ɛne Dawid kuro no.

6 Na Dawid kaa sɛ: Obiara a ɔbɛkum Yebusifoɔ kane no, ɔbɛyɛ otitire ne ɔsafohene. Ɛnna Seruia ba Yoab foro kɔɔ kane, na ɔyɛɛ otitire.

7 Na Dawid tenaa aban no mu, saa nti na wɔfrɛ no Dawid kuro.

8 Na Dawid kyekyeree kuro no hyiae de firi Milo ara de twaa ho hyiae. Na Yoab siesiee kuro no nkaeɛ no.

9 Na Dawid kɔɔ so ara yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ Asafo AWURADE dii n’akyi.

Dawid nnɔmmarima

10 Na yeinom ne nnɔmmarima a na Dawid wɔ no mu atitire a wɔhyɛɛ wɔn ho den kaa ne ho n’ahennie mu, sɛ wɔne Israel nyinaa bɛsi no hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔkaa no Israel ho no teɛ.

11 Na yeinom ne nnɔmmarima a na Dawid wɔ no dodoɔ: Hakmonini Yasobeam, ɔdi akunini tire, ɔno na ɔde ne pea kumm nnipa ahasa prɛko pɛ.

12 Na n’akyiri na Ahohini Dodo ba Eleasa die, ɔfra nnɔmmarima baasa no mu.

13 Ɔno na na ɔne Dawid wɔ Pas-damim no, na Filistifoɔ aboaboa wɔn ano wɔ hɔ sɛ wɔrebɛdi ako, na asasewa bi wɔ hɔ a atokoɔ ayɛ so ma, na ɔman no dwanee firii Filistifoɔ anim.

14 Ɔno ne nkaeɛ no kɔgyinaa asasewa no mfimfini gyee wɔn ho, na wɔkum Filistifoɔ no. Na AWURADE de nkonimdie kɛseɛ gyee wɔn.

15 Na atitire aduasa no mu baasa siane kɔɔ ɔbotan no so Dawid nkyɛn, Adulam bodan no mu, na Filistifoɔ dɔm akyere nsraban Refaim bonhwa mu.

16 Nso ɛberɛ no mu, na Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ no mu, na Filistifoɔ bansifoɔ wɔ Betlehem.

17 Na Dawid kɔn dɔe, na ɔkaa sɛ: Hwan na ɔbɛma me Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo anom?

18 Na mmarima baasa no te faa Filistifoɔ nsraban no mu kɔsaa Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid ampɛ sɛ ɔnom, na ɔhwie gu maa AWURADE,

19 na ɔkaa sɛ: Me Nyankopɔn mma no mpare me sɛ mɛyɛ yei. Mennom mmarima yi mogya wɔn kra so anaa? Na wɔn nkwa na wɔde too hɔ kɔfa baeɛ yi. Na wampɛ sɛ ɔnom. Yei na nnɔmmarima baasa no yɛeɛ.

20 Na Yoab nua Abisai nso di baasa no ti. Ɔno nso na ɔhwinhwim ne pea atɔfoɔ ahasa soɔ, na ɔwɔ din baasa no mu.

21 Nnipa baasa no mu, na ɔwɔ animuonyam sene baanu no, na ɔdi wɔn safohene, nanso wanto akane baasa no.

22 Yehoiada ba Benaia yɛ ɔbarima katakyie a ɔfiri Kabseel a ɔyɛɛ nnoɔma akɛseɛ. Ɔno na ɔkum Moabni Ariel mma baanu no. Na ɔno nso na ɔsiane kɔkum gyata, abura bi mu, da bi a sukyerɛmma atɔ.

23 Na ɔno ara nso na ɔkɔkumm Misraimni barima bi a ne tentene yɛ basafa mmienu ne fa. Na Misraimni no kura pea a ɛte sɛ ntomanwomfoɔ nsadua wɔ ne nsam, na ɔde poma siane kɔɔ ne nkyɛn, na ɔhwimm Misraimni no nsam pea no de ɔno ara ne pea no kumm no.

24 Yei na Yehoiada ba Benaia yɛeɛ, na ɔwɔ din nnɔmmarima baasa no mu.

25 Hwɛ, na ɔwɔ animuonyam sene akunini aduasa no, nanso akane baasa no deɛ, wanto wɔn. Na Dawid de no sii n’ankɔbeafoɔ so.

26 Na dɔm no mu nnɔmmarima no ne: Yoab nua Asahel, Betlehemni Dodo ba Elhanan,

27 Harorini Samot, Pelonni Heles,

28 Tekoani Ikes ba Ira, Anatotni Abieser,

29 Husani Sibekai, Ahohini Ilai,

30 Netofani Maharai, Netofani Baana ba Heled.

31 Ribai a ɔfiri Gibea a ɛwɔ Benyamin mma mu ba Itai, Piratonni Benaia,

32 Nahale-gaasni Hurai, Arabani Abiel,

33 Baharumni Asmawet, Saalbonni Eliahba,

34 Gisoni Hasem mma, Hararini Sage ba Yonatan,

35 Hararini Sakar ba Ahiam, Ur ba Elifal,

36 Mekerani Hefer, Pelonni Ahia,

37 Karmelni Hesro, Esbai ba Naarai,

38 Natan nua Yoel, Hagri ba Mibhar,

39 Amonni Selek, Berotni Naharai a ɔyɛ Seruia ba Yoab akodeɛkurani,

40 Yitrini Ira, Yitrini Gereb,

41 Hetini Uria, Ahlai ba Sabad,

42 Rubenni Sisa ba Adina a ɔyɛ Rubenfoɔ so otitire, na nnipa aduasa ka ne ho;

43 Maaka ba Hanan, Mitni Yosafat,

44 Asteratni Usia, Aroerni Hotam mma Sama ne Yeiel,

45 Simri ba Yediael ne Tisini Yoha a ɔyɛ ne nua,

46 Mahawini Eliel, Elnaam mma Yeribai ne Yosawia, Moabni Yitma,

47 Eliel, ne Obed, ne Mesobaini Yaasiel.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 12

Dawid akyidifoɔ a wɔdi kan

1 Na yeinom ne wɔn a wɔbaa Dawid nkyɛn Siklag berɛ a na ɔntumi nkɔ baabiara a ɔpɛ ɛsiane Kis ba Saulo nti; na wɔn nso wɔ nnɔmmarima a wɔboaa no akodie mu no mu;

2 taduakurafoɔ a wɔtumi de nifa ne benkum to aboɔ ne agyan tadua soɔ.

3 Saulo nuanom a wɔfiri Benyamin mu: Gibeani Semaa mma Ahieser a ɔdi tire ne Yoas ne Asmawet mma Yesiel ne Pelet ne Beraka ne Anatotni Yehu,

4 ne Gibeonni Ismaia, aduasa no mu dɔmmarima, na ɔdi aduasa no so, ne Yeremia ne Yahasiel ne Yohanan ne Gederani Yosabad,

5 Elusai ne Yerimot ne Bealia ne Semaria ne Harifini Sefatia.

6 Elkana ne Yesia ne Asarel ne Yoeser ne Yasobeam, Korafoɔ,

7 ne Yoela ne Sebadia, Yeroham mma a wɔfiri Gedor.

8 Na Gadfoɔ mu nnipa a wɔtee wɔn ho baa Dawid nkyɛn ɛserɛ so atenaeɛ no mu, nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho, na wɔyɛ akofoɔ a wɔkura kyɛm ne pea, na wɔn anim te sɛ agyata anim, na wɔn ho yɛ hare sɛ mmepɔ so adowa nie:

9 Eser di wɔn panin, Obadia di hɔ, Eliab tɔ so mmiɛnsa,

10 Mismana tɔ so nnan, Yeremia tɔ so nnum,

11 Atai tɔ so nsia, Eliel tɔ so nson,

12 Yohanan tɔ so nwɔtwe, Elsabad tɔ so nkron,

13 Yeremia tɔ so du, Makbanai tɔ so dubaako.

14 Yeinom firi Gad mma mu, wɔyɛ dɔm no mu atitire. Ɔbaako, akumaa koraa bɛtumi ɔha, na ɔkɛseɛ bɛtumi apem.

15 Yeinom ne wɔn a wɔtwaa Yordan, bosome a ɛdi kan no mu, berɛ a na ayiri asram ne nsunoa nyinaa so no, na wɔkaa mmonhwa no mufoɔ nyinaa guiɛ, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam.

16 Na Benyamin ne Yuda mma mu binom nso baa Dawid nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ.

17 Na Dawid firii adi baa wɔn anim na ɔbua see wɔn sɛ: Sɛ asomdwoeɛ so na moreba me nkyɛn, sɛ morebɛboa me a, ɛnneɛ mɛnya mo ho akoma pa sɛ yɛbɛyɛ baako. Na sɛ moreba abɛyi me ama m’atamfoɔ, nanso amumuyɛ biara nni me nsam yi, ɛnneɛ yɛn agyanom Nyankopɔn bɛhwɛ na wabu atɛn.

18 Ɛnna honhom kaa Amasai, aduasa no mu otitire, na ɔkaa sɛ:

Yɛyɛ wo dea, O Dawid;

na yɛwɔ w’afa, O Yisai ba!

Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka wo,

na asomdwoeɛ nka w’aboafoɔ,

ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn boa wo.

Ɛnna Dawid gyee wɔn; na ɔde wɔn sisii n’asafo so atitire.

19 Na Manasefoɔ mu binom nso wae bɛdɔmm Dawid berɛ a na ɔne Filistifoɔ rebɛne Saulo ako no. (Na wammoa Filistifoɔ no, ɛfiri sɛ Filistifoɔ mmapɔmma kɔɔ agyina gyaa no kwan sɛ: Yɛn tiri na ɔde bɛwae akɔ ne wura Saulo nkyɛn.)

20 Na ɔsii mu kɔɔ Siklag no, Manase mu binom wae bɛdɔm no: Adna ne Yosabad ne Yediael ne Mikael ne Yosabad ne Elihu ne Siletai, Manase mpem mpem so atitire.

21 Na wɔn na wɔboaa Dawid ne afomfafoɔ asafo no dii asie. Na wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima akatakyie, na wɔyeyɛɛ ɛdɔm no mu asafohene.

22 Na daa nyinaa na wɔde Dawid nkyɛn ba ara, sɛ wɔrebɛboa no, kɔsii sɛ wɔyɛɛ ɛdɔm kɛseɛ sɛ Nyankopɔn dɔm.

23 Na yeinom ne nnipa a na wɔamia ama akodie a wɔbaa Dawid nkyɛn Hebron, sɛ wɔbɛdane Saulo ahennie ama no, sɛdeɛ AWURADE asɛm no seɛ no dodoɔ:

24 Yuda mma a wɔkura akyɛm ne mpea a wɔamia ama akodie, mpemnsia ahanwɔtwe,

25 Simeon mma mu nnɔmmarima a wɔtumi akodie, mpemnson ne ɔha,

26 Lewi mma mu, mpemnan ahansia,

27 ne Yehoiada, Aaron bapɔmma, na nnipa mpensa ahanson ka ne ho,

28 ne Sadok, aberanteɛ dɔmmarima katakyie, ne n’agya fie asafohene aduonu mmienu

29 ne Benyamin mma, Saulo nuanom, mu mpensa; na ɛde bɛsi berɛ no mu na wɔn mu dodoɔ ara adi Saulo fie nokorɛ;

30 ne Efraim mma mu, mpemaduonu ahanwɔtwe, nnɔmmarima akatakyie, nnipa a wɔwɔ din wɔn mpanimfie mu:

31 Manase abusuakuo fa no mu, mpemdunwɔtwe na wɔbɔɔ wɔn din sɛ wɔmmra mmɛsi Dawid hene.

32 Isakar mma mu nnipa a wɔyɛ mmerɛ mu nhunumufoɔ sɛ wɔbɛhunu deɛ ɛsɛ sɛ Israel yɛ no, wɔn mu atitire ahanu, na wɔn nuanom nyinaa tiee wɔn.

33 Sebulon mu nnipa mpem aduonu a wɔawedare wɔ akodie a wɔde akodeɛ nyinaa amia ama ɔsakorɔ sɛ wɔde akoma a ɛnyɛ ntanta rebɛboa Dawid.

34 Naftali mu asafohene apem, na nnipa a wɔkura akyɛm ne mpea mpemaduasa nson ka wɔn ho.

35 Danfoɔ mu nnipa a wɔamia ama ɔko mpemaduonu nwɔtwe ne ahansia na wɔbaeɛ.

36 Aser mu nnipa a wɔtumi kɔ akono mpemaduanan na wɔbaeɛ.

37 Na wɔn a wɔfiri Yordan agya a wɔfiri Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no mu nnipa a wɔkura akodeɛ ahodoɔ nyinaa, mpemha ne mpemaduonu.

38 Mmarima akofoɔ a wɔde akoma mu yii wɔn ho kɔɔ mpasua soɔ yi nyinaa baa Hebron, sɛ wɔde Dawid rebɛsi Israel nyinaa so hene. Na Israel nkaeɛ no nyinaa nso nyaa Dawid ahensie ho akoma korɔ.

39 Na wɔne Dawid dii hɔ nnansa didi nomee ɛfiri sɛ na wɔn nuanom ahyɛ wɔn akyi.

40 Na wɔn a wɔbɛn wɔn de kɔsi Isakar ne Sebulon ne Naftali no nso de aduane bae, mfunumu ne yoma ne mfunumupɔnkɔ ne anantwie so, esiam aduane ne borɔdɔma taterɛ ne bobe aba a wɔahata ne nsa ne ngo ne anantwie ne nnwan pii pa, na anigyeɛ baa Israel.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 13

Israelfoɔ kɔfa Apam Adaka no firi Kiriat-yearim

1 Na Dawid ne apem apem ne ɔha ha so asafohene ne mmapɔmma no nyinaa kɔɔ agyina,

2 na Dawid ka kyerɛɛ Israel badwa no nyinaa sɛ: Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na ɛfiri AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛmmu mu nsoma mma wɔnkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsase nyinaa soɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkuro mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ano mmra yɛn nkyɛn,

3 na yɛmfa yɛn Nyankopɔn adaka no ntwam mmra yɛn nkyɛn. Na Saulo berɛ so no, yɛammisa akyiri kwan.

4 Ɛnna badwa no nyinaa kaa sɛ wɔnyɛ saa, ɛfiri sɛ na asɛm no tene ɔman no nyinaa ani so.

5 Na Dawid boaa Israel man no nyinaa ano hyiae de firii Sihor a ɛwɔ Misraim kɔsii deɛ ɛde rekɔ Hamat, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn adaka no afiri Kiriat-yearim aba.

6 Na Dawid ne Israel nyinaa foro kɔɔ Baala a ɛne Kiriat-yearim a ɛwɔ Yuda no, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn, AWURADE a ɔte kerubim soɔ a wɔbɔ ne din frɛ no no, adaka no afiri hɔ aba.

7 Na wɔyii Nyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforɔ bi so firii Abinadab fie. Na Usa ne Ahio piaa teaseɛnam no.

8 Na Dawid ne Israel nyinaa goroe, Nyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asankuo ne mmɛnta ne mpintin ne nnawuro ne ntotorobɛnto.

9 Na wɔduruu Kidon ayuporebea no, Usa tenee ne nsa kɔsɔɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ anantwie no hinhimii.

10 Na AWURADE bo fuu Usa, na ɔkumm no, sɛ ɔtenee ne nsa kaa adaka no nti, na ɔwuu Nyankopɔn anim hɔ.

11 Na Dawid ampɛ sɛ AWURADE abufuo aba Usa soɔ, na ɔfrɛɛ hɔ sɛ Peres-usa de bɛsi nnɛ.

12 Na Dawid suroo Nyankopɔn da no, na ɔkaa sɛ: Mede Nyankopɔn adaka no bɛba me nkyɛn sɛn?

13 Na Dawid amfa adaka no amma ne nkyɛn Dawid kuro no mu, na ɔde mane kɔɔ Gitini Obed-Edom fie.

14 Na Nyankopɔn adaka no sii Obed-Edom fie bosome mmiɛnsa, na AWURADE hyiraa Obed-Edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 14

Dawid aban, ne yerenom ne ne mma

1 Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔbaa Dawid nkyɛn, wɔde ntweneduro nnua ne abantofoɔ ne nnuapaefoɔ baa sɛ wɔmmɛsi dan mma no.

2 Na Dawid hunuu sɛ AWURADE asi no Israel so hene, na ne man Israel nti wama n’ahennie so.

3 Na Dawid warewaree yerenom bio Yerusalem, na Dawid wowoo mmammarima ne mmammaa bebree.

4 Na wɔn a wɔwoo wɔn maa no Yerusalem din nie: Samua, Sobab, Natan, Salomo,

5 Yibhar, Elisua, Elpelet,

6 Noga, Nefeg, Yafia,

7 Elisama, Beeliada ne Elifelet.

Dawid nkonimdie ahodoɔ wɔ Filistifoɔ so

8 Na Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel nyinaa so hene no, Filistifoɔ nyinaa foro baa sɛ wɔrebɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid teeɛ no, ɔfirii adi kɔhyiaa wɔn.

9 Na Filistifoɔ no ba de bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bonhwa mu.

10 Ɛnna Dawid kɔbisaa Onyankopɔn sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so na wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, na mede wɔn bɛhyɛ wo nsa.

11 Na wɔforo baa Baal-perasim. Na Dawid kunkumm wɔn wɔ hɔ. Na Dawid kaa sɛ: Onyankopɔn apae m’atamfoɔ mu me nsam, sɛ nsuo mu paeɛ no. Enti wɔfrɛɛ hɔ: Baal-perasim.

12 Na wɔgyigyaa wɔn anyame wɔ hɔ. Na Dawid ka maa wɔde ogya hyeeɛ.

13 Na Filistifoɔ no sane foro baa bio de bɛkyeree nsraban wɔ bonhwa no mu.

14 Na Dawid bisaa Onyankopɔn bio, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Nkɔ nkɔdi wɔn akyi, dane firi wɔn ho, na fa baka nnua no ntentensoɔ bra wɔn so.

15 Na sɛ wote nanteɛ nka baka nnua no atifi a, ɛnneɛ firi kɔko, na Onyankopɔn afiri redi w’anim akɔkum Filistifoɔ dɔm no.

16 Na Dawid yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no, na wɔkunkum Filistifoɔ dɔm no firii Gibeon de kɔsii Geser.

17 Na Dawid din hyetae nsase no nyinaa so, na AWURADE maa ne ho hu tɔɔ amanaman no nyinaa so.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 15

Wɔde apam adaka no ba Sion bepɔ so

1 Na Dawid sisii adan maa ne ho wɔ Dawid kuro mu, na ɔsiesiee afa bi maa Nyankopɔn adaka no, na ɔsii ntomadan maa no.

2 Afei Dawid kaa sɛ obiara nnsoa Nyankopɔn adaka no sɛ Lewifoɔ no ara nko, na wɔn na AWURADE ayi wɔn sɛ wɔnsoa Nyankopɔn adaka no, na wɔnsom no daa.

3 Na Dawid boaa Israel nyinaa ano bɛhyiaa Yerusalem sɛ wɔrekɔfa AWURADE adaka no de aba n’afa a wasiesie ama no no.

4 Na Dawid boaa Aaron mma ne Lewifoɔ no ano:

5 Kehat mma no mu: Ɔsafohene Uriel ne ne nuanom, ɔha aduonu.

6 Merari mma mu: Ɔsafohene Asaia ne ne nuanom, ahanu aduonu.

7 Gersom mma mu: Ɔsafohene Yoel ne ne nuanom, ɔha aduasa.

8 Elisafan mma mu: Ɔsafohene Semaia ne ne nuanom, ahanu.

9 Hebron mma mu: Ɔsafohene Eliel ne ne nuanom, aduɔwɔtwe.

10 Usiel mma mu: Ɔsafohene Aminadab ne ne nuanom, ɔha dummienu.

11 Na Dawid frɛɛ Sadok ne Abiatar, asɔfoɔ no, ne Lewifoɔ no: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab,

12 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mone Lewifoɔ mu agyanom atitire, mo ne mo nuanom nnwira mo ho, na momfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no mmra deɛ masiesie mama no hɔ.

13 Na akane no ɛnyɛ mo na moyɛeɛ nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn bu baa yɛn soɔ, sɛ yɛanhwehwɛ no n’atorɔmuadeɛ no soɔ.

14 Ɛnna asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho sɛ wɔrekɔfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no aba.

15 Na Lewifoɔ mma no soaa Nyankopɔn adaka no, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no. Wɔde ɛho mpoma no totoo wɔn kɔn ho.

16 Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifoɔ asafohene no sɛ wɔnyiyi wɔn nuanom nnwontofoɔ no mma wɔnkurakura nnwontoɔ nnoɔma: Mmɛnta, mmɛn ne asankuten ne nsambɔ nnawuro nnyinagyina hɔ mma wɔnte wɔn nka na wɔmma wɔn nne so anigyeɛ mu.

17 Na Lewifoɔ no yii Yoel ba Heman ne ne nuanom mu Berekia ba Asaf ne wɔn nuanom Merari mma mu Kusaia ba Etan de wɔn gyinagyinaa hɔ.

18 Na wɔde wɔn nuanom a wɔtɔ so mmienu kaa wɔn ho: Sakaria, Ya-asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Ma-aseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne Obed-edom ne Ye-iel, apono ano hwɛfoɔ no.

19 Na nnwontofoɔ Heman, Asaf ne Etan bɔɔ kɔbere mfrafraeɛ nnawuta maa wɔtee nka,

20 na Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia bɔɔ mmɛnta mmabaa nne so.

21 Na Matitia ne Elifelehu ne Mikneia ne Obed-Edom ne Yeiel ne Asaia bɔ asankuten nne a ɛtɔ so nwɔtwe so.

22 Na Kenania, Lewifoɔ safohene wɔ nnwontoɔ no mu, ɔdi nnwontoɔ no so, ɛfiri sɛ na ɔte aseɛ.

23 Na Berekia ne Elkana ne adaka no apono ano hwɛfoɔ.

24 Na Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia, Eliesa, asɔfoɔ no, ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ a wɔhyɛne ntotorobɛnto, Nyankopɔn adaka no anim. Na Obed-Edom ne Yehia ne adaka no apono ano ahwɛfoɔ.

Wɔde Adaka no kɔ Yerusalem

25 Ɛnna Dawid ne Israel mpanimfoɔ ne mpem mpem so asafohene no sii mu kɔeɛ, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afiri Obed-Edom fie aba, anigyeɛ mu.

26 Na Onyankopɔn boaa Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no no, wɔde anantwinini nson ne adwennini nson bɔɔ afɔdeɛ.

27 Na Dawid hyɛ asaawa nwera batakari, ɔno ne Lewifoɔ a wɔso adaka no nyinaa ne nnwontofoɔ no, ne ɔsafohene Kenania a ɔdi nnwontoɔ no soɔ no wɔ nnwontofoɔ no mu. Na nwera asɔfotadeɛ nso hyɛ Dawid.

28 Na Israel nyinaa de AWURADE apam adaka no bae, osebɔ ne mmɛnhyɛne ne ntotorobɛnto ne nsambɔ ne nnawuro mu, wɔde mmɛnta ne nsankutene maa wɔtee nka.

29 Na ɛbaa sɛ, AWURADE apam adaka no duruu Dawid kurom no, Saulo babaa Mikal hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu Ɔhene Dawid sɛ ɔrehurihuri na ɔregorɔ no, ɔbuu no animtia n’akoma mu.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 16

Dawid aseda ne ayeyie dwom

1 Na wɔde Nyankopɔn adaka no baa mu, de bɛsii ntomadan a Dawid asi ama no no mu, na wɔbobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ Nyankopɔn anim.

2 Na Dawid wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔde AWURADE din hyiraa ɔman no.

3 Na ɔkyekyɛɛ Israelfoɔ nyinaa, mmarima ne mmaa, obiara, paanoo mua ne nankum ne bobe aba taterɛ.

4 Na ɔyeyɛɛ Lewifoɔ no mu bi asomfoɔ wɔ AWURADE adaka no anim, sɛ wɔnkamfo AWURADE Israel Nyankopɔn nna no ase nyi no ayɛ.

5 Asaf ne panin, na Sakaria di hɔ, Yeiel ne Semiramot ne Yehiel ne Matitia ne Eliab ne Benaia ne Obed-Edom ne Yeiel, wɔkurakura mmɛnta ne nsankutene, na Asaf deɛ, ɔbɔ nnawuro a ɛgyegyeɛ.

6 Na Benaia ne Yahasiel, asɔfoɔ no hyɛnee ntotorobɛnto daa daa Nyankopɔn apam adaka no anim.

7 Da no ara na Dawid maa wɔfaa Asaf ne ne nuanom so daa AWURADE ase kane.

8 O monna AWURADE ase, mommɔ ne din,

momma wɔnhunu ne nneyɛɛ aman mu.

9 Monto no dwom, monto no ayeyie dwom,

monka n’anwanwadeɛ nyinaa.

10 Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho,

ma wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akoma ntɔ wɔn yam.

11 Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyiri kwan,

monhwehwɛ n’anim daa daa.

12 Monkae n’anwanwadeɛ a wayɛ,

n’ahodwirideɛ ne n’anomu atemmusɛm.

13 O ne somfoɔ Abraham asefoɔ,

Yakob a ɔfaa no no mma.

14 Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn,

n’atemmudeɛ wɔ asase nyinaa so.

15 Wɔnkae n’apam no nkɔsi daa,

asɛm a ɔhyɛɛ awoɔ ntoatoasoɔ apem no,

16 sɛdeɛ ɔne Abraham pameeɛ no

ne ne ntam a ɔkaa Isak no.

17 Na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛdeɛ,

ne Israel sɛ daa apam

18 kaa sɛ: Wo na mede Kanaan asase bɛma woɔ,

sɛ wo agyapadeɛ a wɔakyɛ no susuhoma soɔ.

19 Berɛ a na wɔsua,

na wɔmmu wɔn ho akonta wɔ akyinkyinakyinkyin mu,

20 na wɔnenam firi ɔman mu kɔ ɔman mu,

wɔfiri ahennie bi mu kɔ ɔman foforɔ bi mu no,

21 wamma obi anhom wɔn so,

na wɔn nti ɔkaa ahemfo anim:

22 Sɛ monnka wɔn a wɔasra wɔn no,

na monnyɛ m’adiyifoɔ bɔne biara.

23 Monto AWURADE dwom, asase nyinaa so!

Mompae ne nkwagyeɛ mfiri da nkɔ da mu.

24 Monka n’animuonyam wiase aman mu,

ne n’anwanwadeɛ aman nyinaa mu.

25 Na AWURADE yɛ ɔkɛseɛ na ɔsɛ ayeyie sɛ,

na ne ho yɛ hu anyame nyinaa mu.

26 Na amanaman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuo,

na AWURADE deɛ, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.

27 Anidie ne animuonyam wɔ n’anim,

tumi ne anika wɔ ne tenabea.

28 Aman mmusuakuo, momma AWURADE,

momma AWURADE animuonyam ne tumi.

29 Momfa AWURADE din no animuonyam mma no,

monsoa ayɛyɛdeɛ mmra n’anim.

Monsɔre AWURADE wɔ ahokeka kronkron mu.

30 Asase nyinaa, mo ho mpopo wɔ n’anim.

Wiase tim hɔ pintinn, ɛrenhinhim da.

31 Wɔmma ɔsoro ani nnye, na asase ho nsane no;

wɔnka no amanaman mu sɛ: AWURADE adi hene.

32 Ɛpo ne ne mayɛ bɛworo.

Mfofowa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa bɛdi ahurisie.

33 Ɛno na kwaeɛ mu nnua bɛto ahosan nnwom, AWURADE anim,

ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu asase atɛn.

34 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

35 Na monka sɛ:

Gye yɛn nkwa, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn,

na boaboa yɛn ano, na yi yɛn firi amanaman mu,

na yɛnna wo din kronkron no ase,

na yɛmfa w’ayeyie nhyehyɛ yɛn ho.

36 Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn,

firi daa kɔsi daa.

Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ Amen, de yii AWURADE ayɛ.

Onyamesom no ho nsiesieeɛ

37 Ɛnna ɔgyaa Asaf ne ne nuanom hɔ AWURADE apam adaka no anim, sɛ wɔnsom adaka no anim daa, sɛdeɛ ɛhia da biara;

38 na Obed-Edom ne wɔn nuanom yɛ aduosia nwɔtwe, na Yedutun ba Obed-Edom ne Hosa yɛɛ apono ano ahwɛfoɔ.

39 Na ɔgyaa Ɔsɔfoɔ Sadok ne ne nuanom asɔfoɔ hɔ AWURADE tenabea no anim sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibea no,

40 sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, mma AWURADE daa daa anɔpa ne anwummerɛ nyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no AWURADE mmara a ɔhyɛɛ Israel no mu nyinaa.

41 Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho, ne wɔn a wɔyii wɔn a wɔbobɔɔ wɔn din no nkaeɛ, sɛ wɔnna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

42 Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntotorobɛnto ne nsambɔ nnawuro a wɔma no gyegyeɛ, ne nnoɔma a wɔde to Nyankopɔn dwom. Na Yedutun mma deɛ, na wɔwɔ ɛpono ano.

43 Ɛnna ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ wɔn afie, na Dawid nso sane kɔ kɔhyiraa ne fiefoɔ.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 17

Natan Asɛm a ɔde kɔmaa Dawid

1 Na Dawid te ne fie no, ɔka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete ntweneduro dan mu, na AWURADE apam adaka no wɔ ntomadan ase.

2 Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Adeɛ biara a ɛwɔ w’akoma mu no yɛ, na Onyankopɔn di w’akyi.

3 Na anadwo no ara, Nyankopɔn asɛm baa Natan nkyɛn sɛ:

4 Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnyɛ wo na wobɛsi dan ama me na matena mu.

5 Na mentenaa ɛdan mu pɛn, firi da a mekɔyii Israel mebaeɛ no, de abɛduru nnɛ da yi, na mmom mefiri ntomadan mu mekɔɔ ntomadan mu, na mefiri tenabea mekɔɔ tenabea.

6 Baabiara a na me ne Israel nyinaa nenam no, maka makyerɛ Israel atemmufoɔ a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛne me man no mu bi sɛ: Adɛn nti na monsii ntweneduro dan mmaa me?

7 Na afei, ka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ Asafo AWURADE seɛ nie: Me deɛ, mefaa wo firii nnwan adidibea, nnwan no akyi, sɛ bɛyɛ me man Israel so panin,

8 na madi w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mayɛ wo din sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.

9 Na mɛsiesie baabi mama me man Israel, na madua wɔn na wɔatena wɔn afa, na wɔanha wɔn ho bio, na amumuyɛ mma ankɔ so ansɛe wɔn sɛ kane no,

10 ne nna a mehyɛɛ atemmufoɔ sɛ wɔnni me man Israel soɔ no; na mɛbrɛ w’atamfo nyinaa ase. Na meka kyerɛ wo sɛ AWURADE bɛma woanya w’asefoɔ.

11 Na sɛ wo nna wie du, na woti w’agyanom wɔ asamando a, mɛma w’aseni so wɔ w’akyiri a ɔbɛfiri wo mma mu, na mama n’ahennie atim.

12 Ɔno na ɔbɛsi dan ama me, na mɛma n’adwa atim akɔsi daa.

13 Me deɛ, mɛyɛ no agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na m’adɔeɛ nso, merenyi memfiri ne so, sɛdeɛ meyii no deɛ ɔdi w’anim no so no.

14 Na mede no bɛsi me fie ne m’ahennie mu akɔsi daa, na n’ahennwa bɛtim hɔ akɔsi daa.

15 Sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehunu yi nyinaa teɛ no, saa ara na Natan kasa kyerɛɛ Dawid.

Dawid aseda ne adesrɛ mpaebɔ

16 Ɛnna Ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim sɛ: Hwan ne me, AWURADE Nyankopɔn, na hwan ne me fie, na wode me abɛduru sɛsɛɛ yi?

17 Nanso yei yɛ w’ani so ketewa, Onyankopɔn, na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm, w’akoa fie ho, na woabu me sɛ onipa a ɔwɔ dibea a ɛkɔ soro; O AWURADE Nyankopɔn.

18 Ɛdeɛn na Dawid nka nka ho mma wo bio, sɛ woahyɛ w’akoa animuonyam? Na wo na wonim w’akoa.

19 AWURADE, w’akoa nti ne sɛdeɛ ɛwɔ w’akoma mu no na woadi saa asɛnkɛseɛ yi nyinaa, sɛ worema wɔahunu asɛnkɛseɛ no nyinaa.

20 AWURADE, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ, na Onyankopɔn biara nso nni w’akyi sɛ nsɛm a yɛde yɛn aso ateɛ no nyinaa.

21 Na hwan na ɔte sɛ wo man Israel, asase so man baako a Onyankopɔn akɔgye wɔn afa ayɛ ɔman, na wode nnoɔma akɛseɛ ne adeɛ a ɛyɛ hu agye din, na woatutu amanaman, wo man a wogyee wɔn Misraim no anim no?

22 Na wode wo man Israel ayɛ wo man afa de rekɔsi daa, na wo, AWURADE, woayɛ wɔn Nyankopɔn.

23 Na afei, AWURADE, asɛm a wokaa no w’akoa ho, ne ne fie ho no, ma no ntim nkɔsi daa, na yɛ no sɛdeɛ woaka no.

24 Na ɛntim, na wo din no nso kɛseɛ nkɔsi daa, na wɔnka sɛ: Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ne Onyankopɔn ma Israel. Na ma w’akoa Dawid fie nsi w’anim pintinn.

25 Na wo, me Nyankopɔn, woayi w’akoa asotire sɛ wobɛsi efie ama no, enti na w’akoa nso ahunu sɛdeɛ ɔbɔ mpaeɛ w’anim yi.

26 Na afei, AWURADE, wo ara ne Onyankopɔn, na woaka w’akoa ho asɛmpa yi,

27 na afei ma no nyɛ wo fɛ sɛ, wobɛhyira w’akoa fie, na ɛnsi w’anim daa. Na deɛ wo, AWURADE, wohyira no no na wɔahyira no.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 18

Dawid mmaninneɛ ne ne mpanimfoɔ

1 Na yei akyiri no, Dawid kunkumm Filistifoɔ, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔgyee Gat ne ɛho nkurowa Filistifoɔ nsam.

2 Na ɔdii Moabfoɔ nso so, na Moabfoɔ danee Dawid nkoa a na wɔtua apeatoɔ ma no.

3 Na Dawid dii Hadadeser, Soba a ɛhwɛ Hamat no hene so berɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔsi nkaeɛ dum wɔ Eufrate asubɔnten no.

4 Na Dawid gyee ne dɔm mu nteaseɛnam apem ne apɔnkɔsotefoɔ mpemnson ne anammɔn mufoɔ mpemaduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ɔgyaa wɔn mu nteaseɛnam ɔha deɛ.

5 Na Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko baeɛ sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm Siriafoɔ mu nnipa mpemaduonu mmienu.

6 Na Dawid de bansifoɔ sii Siriafoɔ a wɔwɔ Damasko no so, na Siriafoɔ danee Dawid nkoa a na wɔsoa ayɛyɛdeɛ ba. Na AWURADE maa Dawid dii nim baabiara a ɔkɔeɛ.

7 Na Dawid gyee sika akyɛm a na Hadadeser nkoa kurakura no de baa Yerusalem.

8 Na Dawid faa kɔbere mfrafraeɛ bebree pa firii Hadadeser nkuro Tibhat ne Kun mu de bae. Ɛno na Salomo de yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ po ne adum ne kɔbere mfrafraeɛ nnoɔma nnoɔma no.

9 Na Hamathene Tou tee sɛ Dawid aka Sobahene Hadadeser dɔm nyinaa aguo no,

10 ɔsomaa ne ba Hadoram baa Ɔhene Dawid nkyɛn bɛkyeaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no aguo nti, ɛfiri sɛ na Hadadeser ne Tou redi ako. Na ɔkura sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nnwinneɛ ahodoɔ nyinaa bae.

11 Ɛnonom nso na Ɔhene Dawid yɛɛ no kronkron maa AWURADE. Na ɔhyiraa dwetɛ ne sika a ɔkɔsoa firii amanaman no nyinaa Edomfoɔ, Moabfoɔ ne Amon mma ne Filistifoɔ ne Amalekfoɔ mu no so.

12 Na Seruia ba Abisai kumm Edomfoɔ mu nnipa mpemdunwɔtwe wɔ Nkyene-Bonhwa no mu.

13 Na ɔde bansifoɔ sii Edomfoɔ so, na Edomfoɔ nyinaa danee Dawid nkoa. Na AWURADE maa Dawid dii nim deɛ ɔkɔeɛ nyinaa.

14 Na Dawid dii Israel nyinaa so hene, na ɔbuu atemmusɛm ne asɛntenenee maa ne man nyinaa.

15 Na Seruia ba Yoab na na ɔdi dɔm no soɔ. Na Ahilud ba Yehosafat ne ɔsɛnkaefoɔ.

16 Na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Abimelek ne asɔfoɔ. Na Sawsa ne ɔtwerɛfoɔ.

17 Na Yehoiada ba Benaia di Keretifoɔ ne Peletifoɔ no so. Na Dawid mma na wɔdi kan wɔ n’ankɔbeafoɔ no mu.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 19

Amonfoɔ ne Siriafoɔ so nkonimdie

1 Na yei akyiri no, Amonfoɔ hene Nahas wui, na ne ba bɛdii n’adeɛ.

2 Ɛnna Dawid kaa sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔeɛ, na n’agya yɛɛ me adɔeɛ. Na Dawid somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya wuo nti. Na Dawid nkoa no sii mu kɔɔ Amonfoɔ asase so, kɔɔ Hanun nkyɛn, sɛ wɔrekɔma no hyɛden.

3 Ɛnna Amonfoɔ asafohene ka kyerɛɛ Hanun sɛ: Wodwene sɛ, Dawid asoma hyɛdenmafoɔ aba wo hɔ enti ɔredi w’agya ni anaa? Ɛnyɛ asase so mu pɛɛpɛeɛ ne ne butuo ne ne nsra nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi?

4 Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na ɔyiyii wɔn, na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ mu fa fa, de bɛduruu wɔn nsrɛkyire, na ɔgyaa wɔn kwan.

5 Na wɔba bɛkaa mmarima no ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Ɛnna ɔsoma kɔhyiaa wɔn, ɛfiri sɛ wɔasopa mmarima no pa ara, na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montena Yeriko nkɔsi sɛ mo bɔgyesɛ bɛfuo ansa na moasane aba.

6 Na Amonfoɔ no hunuu sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Hanun ne Amonfoɔ de dwetɛ dwetikɛseɛ apem soma maa wɔde kɔgyee Mesopotamia ne, Aram-maaka ne Soba nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ adɔm.

7 Na wɔgyee nteaseɛnam mpemaduasa mmienu ne Maakahene ne ne man adɔm, na wɔba bɛkyeree nsraban Medeba anim, na Amonfoɔ no nso firii wɔn nkuro mu boaboaa wɔn ano baa akono hɔ.

8 Na Dawid teeɛ no, ɔsomaa Yoab ne nnɔmmarima dɔm no nyinaa kɔe.

9 Na Amonfoɔ no firii adi, na wɔbɛbaee dɔm no mu kuro no pono ano. Na ahemfo a wɔbaeɛ no, wɔn nko tenaa petee mu.

10 Na Yoab hunuu sɛ ɛdɔm no ani kyerɛ ne soɔ, n’anim ne n’akyire no, ɔyii Israel mu mmeranteɛ nyinaa, na ɔbaee wɔn mu kɔhyiaa Siriafoɔ.

11 Na ɛdɔm no nkaeɛ no, ɔde wɔn hyɛɛ ne nua Abisai nsa, na wɔbaee mu kɔhyiaa Amonfoɔ no.

12 Na ɔkaa sɛ: Sɛ Siriafoɔ yɛ den sene me a, bra bɛboa me, na sɛ Amonfoɔ yɛ den sene wo a, mɛba mabɛboa wo.

13 Hyɛ wo ho den, na ma yɛn ho nyɛ den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkuro, na AWURADE deɛ, deɛ ɔpɛ na ɔnyɛ.

14 Na Yoab ne ɛdɔm a ɛka ne ho no twe pinii Siriafoɔ anim bɛnee wɔn koe, na Siriafoɔ no dii nkoguo wɔ n’anim.

15 Na Amonfoɔ no hunuu sɛ Siriafoɔ adi nkoguo no, wɔn nso dwane firii Yoab nua Abisai anim kɔhyɛnee kuro no mu. Na Yoab sane baa Yerusalem.

16 Na Siriafoɔ no hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔsomaa abɔfoɔ kɔpɔn Siriafoɔ a wɔwɔ asuogya no bae, a Hadadeser sahene Sofak di wɔn anim.

17 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔkɔboaa Israel nyinaa ano kɔtwaa Yordan, na ɔkɔtoo wɔn twaa wɔn so mpasua. Na Dawid yerɛɛ ɛdɔm no mu sɛ ɔrekɔhyia Siriafoɔ no ne wɔn ako, na wɔne no koe.

18 Na Siriafoɔ dii nkoguo wɔ Israel anim, na Dawid kunkumm Siriafoɔ mu nteaseɛnamfoɔ mpemnson ne anammɔn mufoɔ mpemaduanan, na ɔkum ɔsahene Sofak nso.

19 Na Hadadeser nkoa hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔne Dawid yɛɛ asomdwoeɛ apam, na wɔsom no. Na Siriafoɔ ampɛ sɛ wɔboa Amonfoɔ no bio.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 20

Dawid ko fa Raba

1 Na afe no asusɔ, ɛberɛ a ahemfo tu sa mu no, Yoab de dɔm no nyinaa kɔ kɔsɛee Amonfoɔ asase, na ɔkɔkaa Raba hyɛɛ mu. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem. Na Yoab bɔɔ Raba na ɔbubui.

2 Na Dawid yii wɔn hene abotire firii ne ti, na ɔhunuu sɛ ne duruduro yɛ sika dwetikɛseɛ, na aboɔden aboɔ wɔ mu; na wɔde hyɛɛ Dawid ti. Na ɔde kuro no mu asadeɛ bebree pa firi bae.

3 Na ɔde ɔman a wɔwɔ mu no firi bae, na ɔmaa wɔde awan ne fatudadeɛ ne dadeɛ mmonnua yɛɛ adwuma. Na saa na ɔde yɛɛ Amonfoɔ nkuro nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa sane baa Yerusalem.

Wɔdi Filistifoɔ so nkonim mprɛnsa

4 Na yei akyiri no, ɔko sɔree wɔ Geser, wɔne Filistifoɔ. Ɛno mu na Husani Sibekai kumm Sipai a ɔfiri abrane mma mu. Na wɔbrɛɛ wɔn ase.

5 Na wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio, na Yair ba Elhanan kumm Gatni Goliat nua Lahmi, a ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua.

6 Na wɔnyaa ɔko bio wɔ Gat. Na ɔbarima tentene bi wɔ hɔ a ne nsateaa ne ne nansoaa yɛ nsia nsia, ɛyɛ aduonu nnan, na ɔno nso yɛ abrane no asefoɔ no bi.

7 Na ɔtwitwaa Israel mpoa no, Yonatan a ɔyɛ Dawid nua Sima ba kumm no.

8 Yeinom na wɔwoo wɔn maa abrane no wɔ Gat, na wɔtotɔɔ Dawid ne ne nkoa nsa ano.