Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 1

Ɛfiri Adam so de kɔsi Abraham so

1 Adam, Set, Enos,

2 Kenan, Mahalalel, Yared,

3 Hanok, Metusela, Lamek,

4 Noa, Sem, Ham ne Yafet.

5 Yafet mma ne: Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras.

6 Gomer mma ne: Askenas, Difat ne Togarma.

7 Na Yawan mma ne: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim.

8 Ham mma ne: Kus, Misraim, Put ne Kanaan.

9 Na Kus mma ne: Seba, Hawila, Sabta, Raama ne Sabteka. Na Raama mma ne: Seba ne Dedan.

10 Na Kus woo Nimrod, ɔno na ɔfirii aseɛ yɛɛ otumfoɔ asase soɔ.

11 Na Misraim woo Ludfoɔ, Anamfoɔ, Lehabfoɔ, Naftuhfoɔ,

12 Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ a Filistifoɔ firi wɔn mu ne Kaftorfoɔ.

13 Na Kanaan woo n’abakan Sidon, Het,

14 Yebusini, Amorini, Girgasini,

15 Hiwini, Arkini, Sinini,

16 Arwadni, Semarini ne Hamatni.

17 Sem mma ne: Elam, Asur, Arfaksad, Lud, Aram, Us, Hul, Geter ne Mesek.

18 Na Arfaksad woo Sela, na Sela woo Eber.

19 Na wɔwoo mma baanu maa Eber, ɔbaako din de Peleg, (na ne berɛ so na asase mu teteeɛ). Na ne nua din de Yoktan.

20 Na Yoktan woo Almodad, Selef, Hasarmawet, Yera

21 Hadoram, Usal, Dikla,

22 Ebal, Abimael, Seba,

23 Ofir, Hawila ne Yobab. Yeinom nyinaa ne Yoktan mma.

24 Sem, Arfaksad, Sela,

25 Eber, Peleg, Reu,

26 Serug, Nahor, Tera,

27 Abram, anaa Abraham.

Ismael asefoɔ

28 Abraham mma ne: Isak ne Ismael.

29 Yeinom ne wɔn awoɔ ntoatoasoɔ: Ismael abakan Nebaiot; ne Kedar, Adbeel, Mibsam,

30 Misma, Duma, Masa, Hadad, Tema,

31 Yetur, Nafis ne Kedema. Yeinom ne Ismael mma.

32 Na Abraham mpena Ketura mma: Ɔwoo Simran, Yoksan, Medan, Midian, Yisbak ne Sua. Na Yoksan mma ne: Seba ne Dedan.

33 Na Midian mma ne: Efa, Efer, Hanok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa ne Ketura mma.

Esau asefoɔ

34 Na Abraham woo Isak. Na Isak mma ne: Esau ne Israel.

Edomfoɔ awoɔ ntoatoasoɔ ne wɔn ahemfo

35 Esau mma ne: Elifas, Reuel, Yeus, Yalam ne Kora.

36 Elifas mma ne: Teman, Omar, Sefi, Gatam, Kenas, Timna ne Amalek.

37 Reuel mma ne: Nahat, Sera, Sama ne Misa.

38 Na Seir mma ne: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, Dison, Eser ne Disan.

39 Na Lotan mma ne: Hori ne Homam. Na Lotan nuabaa ne Timna.

40 Sobal mma ne: Alian, Manahat, Ebal, Sefi ne Onam. Na Sibeon mma ne: Aya ne Ana.

41 Ana mma ne: Dison. Na Dison mma ne: Hamran, Esban, Yitran ne Keran.

42 Eser mma ne: Bilhan ne Saawan ne Yaakan. Dison mma ne: Us ne Aran.

Edom ahemfo

43 Na yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom asase soɔ ansa na obi redi Israel mma so hene: Beor ba Bela, na ne kuro din de Dinhaba.

44 Bela wui, na Sera ba Yobab a ɔfirii Bosra bɛdii n’adeɛ.

45 Yobab wui, na Husam a ɔfiri Teman asase soɔ bɛdii n’adeɛ.

46 Husam wui, na Bedad ba Hadad a ɔkum Midian, a ɛwɔ Moab no bɛdii n’adeɛ. Na ne kuro din de Awit.

47 Hadad wui na Samla a ɔfiri Masreka bɛdii n’adeɛ.

48 Samla wui, na Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo ho bɛdii n’adeɛ.

49 Na Saulo wui, na Akbor ba Baal-hanan bɛdii n’adeɛ.

50 Baal-hanan wui, na Hadad bɛdii n’adeɛ. Na ne kuro din de Pai, na ne yere din de Mehetabel a ɔyɛ Matred ba Me-sahab babaa.

51 Na Hadad wui.

Na Edom atitire nie: Otitire Timna, Otitire Alia, Otitire Yetet,

52 Otitire Oholibama, Otitire Ela, Otitire Pinon,

53 Otitire Kenas, Otitire Teman, Otitire Mibsar,

54 Otitire Magdiel, Otitire Iram. Yeinom ne Edom atitire.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 2

Yakob ne Yuda mma

1 Yeinom ne Israel mma: Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Sebulon,

2 Dan, Yosef, Benyamin, Naftali, Gad ne Aser.

3 Yuda mma ne: Er, Onan ne Sela. Baasa yi na Kanaanni Sua babaa wo maa no. Na Yuda abakan Er yɛɛ AWURADE anim bɔne, na ɔkumm no.

4 Na n’ase Tamar woo Peres ne Sera maa no. Na Yuda mma nyinaa yɛ baanum.

5 Peres mma ne: Hesron ne Hamul.

6 Na Sera mma ne: Simri, Etan, Heman, Kalkol ne Dara, wɔn nyinaa yɛ baanum.

7 Na Karmi mma ne: Israel hawfoɔ Akar a ɔfom ahyiradeɛ mu no.

8 Na Etan ba ne: Asaria.

Dawid asefoɔ

9 Na Hesron mma a wɔwoo wɔn maa no ne: Yerahmeel ne Ram ne Kelubai.

10 Na Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, Yuda mma bapɔmma no,

11 na Nahson woo Salma, na Salma woo Boas,

12 na Boas woo Obed, na Obed woo Yisai.

13 Na Yisai woo n’abakan Eliab ne Abinadab a ɔtɔ so mmienu ne Sima a ɔtɔ so mmiɛnsa,

14 Netanel tɔ so nnan, Radai tɔ so nnum,

15 Osem tɔ so nsia, Dawid tɔ so nson.

16 Na wɔn nua mmaanom ne Seruia ne Abigail; na Seruia mma ne Abisai, Yoab ne Asa-el. Wɔyɛ baasa.

17 Na Abigail woo Amasa, na Amasa n’agya ne Ismaelni Yeter.

18 Na Hesron ba Kaleb ne ne yere Asuba, ne Yeriot woe; na ne mma nie: Yeser, Sobab ne Ardon.

19 Na Asuba wui, na Kaleb faa Efrat waree, na ɔwoo Hur maa no.

20 Na Hur woo Uri, na Uri woo Besalel.

21 Na akyire yi no Hesron kɔɔ Makir a ɔyɛ Gilead n’agya babaa ho, na ɔwaree no, nso na wadi mfirinhyia aduosia, na ɔwoo Segub maa no,

22 na Segub woo Yair, ɔno na Gilead asase so nkuro aduonu mmiɛnsa yɛɛ ne dea.

23 Na Gesur ne Aram gyee Yair atenaeɛ no firii wɔn nsam, Kenat ne ɛho nkurowa, ɛyɛ nkuro aduosia. Yeinom nyinaa yɛ Gilead n’agya Makir mma.

24 Na Hesron wuu wɔ Kaleb-Efrata akyiri no, Hesron yere Abia woo Ashur a ɔyɛ Tekoa n’agya maa no.

25 Na Hesron abakan Yerahmeel mma ne: Abakan Ram, Buna, Oren Osem ne Ahia.

26 Na Yerahmeel wɔ yere foforɔ bi a ne din de Atara, ɔne Onam ne na.

27 Na Yerahmeel abakan Ram mma ne: Maas, Yamin ne Eker.

28 Na Onam mma ne: Samai ne Yada. Na Samai mma ne: Nadab ne Abisur.

29 Na Abisur yere din de Abihail, na ɔwoo Ahban ne Molid maa no.

30 Na Nadab mma ne: Seled ne Apaim, na Seled wui a wannya mma.

31 Na Apaim ba ne: Yisi. Na Yisi ba ne: Sesan. Na Sesan ba ne: Ahlai.

32 Na Samai nua Yada mma ne: Yeter ne Yonatan. Na Yeter wui a wannya mma.

33 Na Yonatan mma ne: Pelet ne Sasa. Yeinom ne Yerahmeel mma.

34 Na Sesan nni mmammarima gye sɛ mmammaa. Na Sesan wɔ akoa Misraimni bi a ne din de Yarha.

35 Na Sesan de ne babaa maa n’akoa Yarha awareɛ, na ɔwoo Atai maa no.

36 Na Atai woo Natan, na Natan woo Sabad.

37 Na Sabad woo Eflal, na Eflal woo Obed,

38 na Obed woo Yehu, na Yehu woo Asaria,

39 na Asaria woo Heles, na Heles woo Eleasa,

40 na Eleasa woo Sisemai, na Sisemai woo Salum,

41 na Salum woo Yekamia, na Yekamia woo Elisama.

42 Na Yerahmeel nua Kaleb mma ne: N’abakan Mesa a ɔne Sif agya ne Hebron agya Maresa mma.

43 Na Hebron mma ne: Kora ne Tapua ne Rekem ne Sema.

44 Na Sema woo Raham, Yorkeam agya. Na Rekem woo Samai.

45 Na Samai ba ne Maon. Na Maon yɛ Bet-sur agya.

46 Na Kaleb mpena Efa woo Haran ne Mosa ne Gases. Na Haran woo Gases.

47 Na Yahdai mma ne: Regem ne Yotam ne Gesan ne Pelet ne Efa ne Saaf.

48 Na Kaleb mpena Maaka woo Seber ne Tirhana,

49 na ɔwoo Saaf a ɔyɛ Madmana n’agya, Sewa a ɔyɛ Makbena n’agya, ne Gibea n’agya. Na Kaleb babaa ne Aksa.

50 Yeinom ne Kaleb mma.

Efrata abakan Hur mma ne: Sobal, Kiriat-yearim a ɔyɛ n’agya,

51 Salma a ɔyɛ Betlehem n’agya, Haref a ɔyɛ Bet-gader n’agya.

52 Na Sobal a ɔyɛ Kiriat-yearim n’agya wɔ mma, wɔne Haroe ne Menuhotfoɔ wɔ afa.

53 Na Kiriat-yearim mmusua ne Yitrifoɔ ne Putifoɔ ne Sumatifoɔ ne Misraimfoɔ deɛ no, yeinom mu na Sorafoɔ ne Estaolfoɔ fire.

54 Salma mma ne: Betlehem ne Netofafoɔ Atrot-bet-yoab ne Manahatfoɔ fa ne Sorifoɔ no

55 ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no: Tirafoɔ, Simeafoɔ, Sukafoɔ. Wɔne Kinifoɔ a wɔyɛ Hamat a ɔyɛ Rekab fie agya no asefoɔ.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 3

Ɔhene Dawid asefoɔ

1 Na yeinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Deɛ ɔtɔ so mmienu ne Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail deɛ.

2 Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba. Deɛ ɔtɔ so nnan ne Adoniya a ɔyɛ Hagit ba.

3 Deɛ ɔtɔ so nnum ne Sefatia a ɔyɛ Abital ba. Deɛ ɔtɔ so nsia ne Yitream a ɔyɛ ne yere Egla ba.

4 Hebron na wɔwoo baasia maa no, na ɔdii hɔ hene mfeɛ nson ne abosome nsia na ɔdii mfeɛ aduasa mmiɛnsa Yerusalem.

5 Na yeinom na wɔwoo wɔn maa no wɔ Yerusalem: Simea, Sobab, Natan ne Salomo, baanan yi yɛ Amiel babaa Bat-sua deɛ no;

6 ne Yibhar, Elisama, Elifelet,

7 Noga, Nefeg, Yafia,

8 Elisama, Eliada ne Elifelet, wɔyɛ baakron,

9 wɔn nyinaa Dawid mma, ɛsono mpenafoɔ mma. Na Tamar yɛ wɔn nuabaa.

10 Na Salomo ba ne Rehoboam, ne ba ne Abia, ne ba Asa, ne ba Yehosafat,

11 ne ba Yoram, ne ba Ahasia, ne ba Yoas,

12 ne ba Amasia, ne ba Asaria, ne ba Yotam,

13 ne ba Ahas, ne ba Hesekia, ne ba Manase,

14 ne ba Amon, ne ba Yosia.

15 Na Yosia mma ne: N’abakan Yohanan, Yehoiakim a ɔtɔ so mmienu, Sedekia tɔ so mmiɛnsa, Salum tɔ so nnan.

16 Na Yehoiakim mma ne: Ne ba Yekonia, ne ba Sedekia.

17 Na Yekonia mma ne: Asir, ne ba Sealtiel,

18 ne Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama, ne Nedabia.

19 Na Pedaia mma ne: Serubabel ne Simei. Na Serubabel mma ne: Mesulam, Hanania ne wɔn nuabaa Selomit;

20 ne Hasuba, ne Ohel, ne Berekia ne Hasadia, Yusab-Hesed, wɔyɛ baanum.

21 Na Hanania mma ne: Pelatia ne Yesaia, Refaia mma, Arnan mma, Obadia mma, Sekania mma.

22 Na Sekania mma ne: Semaia; Semaia mma ne: Hatus, Yigal, Baria, Nearia ne Safat, wɔyɛ baasia.

23 Na Nearia mma ne: Elioenai, Hiskia ne Asrikam, wɔyɛ baasa.

24 Na Elioenai mma ne: Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani, wɔyɛ baason.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 4

Yuda asefoɔ

1 Yuda mma ne: Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal.

2 Na Sobal ba Reaia woo Yahat, na Yahat woo Ahumai ne Lahad, yeinom ne Sorafoɔ mmusua.

3 Na yeinom ne Etam agya deɛ: Yesreel ne Yisma ne Yidbas, na wɔn nua din de Haslelponi;

4 ne Penuel a ɔyɛ Gedor agya ne Eser a ɔyɛ Husa agya, yeinom ne Betlehem agya Efrata abakan Hur mma.

5 Na Ashur a ɔyɛ Tekoa agya wɔ yerenom baanu, Hela ne Naara.

6 Na Naara woo Ahusam, Hefer, Temeni ne Ahastari maa no. Yeinom ne Naara mma.

7 Na Hela mma ne: Seret, Yesohar ne Etnan.

8 Na Kos woo Anub, Sobeba ne Aharhel Harum ba mmusua.

9 Na Yabes nyaa animuonyam sene ne nuanom; na ne na too no din Yabes, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Mede yea na ɛwoo no.

10 Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Sɛ anka worehyira me na woatrɛ me hyeɛ mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na yea bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa deɛ ɔsrɛɛ no baa mu.

11 Na Kelub, Suha nua, woo Mehir a ɔne Eston agya.

12 Na Eston woo Bet-rafa, Pasea ne Tehina, Ir-Nahas agya; yeinom ne Reka nkurɔfoɔ.

13 Na Kenas mma ne: Otniel ne Seraia; na Otniel mma ne: Hatat.

14 Na Meonotai woo Ofra. Na Seraia woo Yoab, Ge-harasimagya, ɛfiri sɛ na wɔyɛ adwumfoɔ.

15 Na Yefune ba Kaleb mma ne: Iru, Ela ne Naam; na Ela ba ne: Kenas.

16 Na Yehalelel mma ne: Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel.

17 Na Esra mma ne: Yeter, Mered, Efer ne Yalon; na Mered yere woo Miriam, Samai ne Yisba a na ɔyɛ Estemoa agya.

18 Na ne yere a ɔyɛ Yudani woo Yered a ɔyɛ Gedor agya ne Heber a ɔyɛ Soko agya ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na yeinom ne Farao babaa Bitia a Mered waree no no mma.

19 Na Hodia yere a ɔyɛ Naham nuabaa mma ne: Garmini Keila agya ne Maakani Estemoa agya.

20 Na Simon mma ne: Amnon ne Rina, Ben-hanan ne Tilon. Na Yisi mma ne: Sohet ne Ben-sohet.

21 Yuda ba Sela mma nie: Er a ɔyɛ Leka agya ne Lada a ɔyɛ Maresa agya ne Bet-asbea nwera adwumfoɔ mmusua,

22 ne Yokim ne Koseba mmarima ne Yoas ne Saraf a wɔyɛ efiewuranom, Moab ne Yasubi-Lehem; (na nsɛm yi yɛ adada).

23 Wɔn ne nkukunwomfoɔ ne wɔn a wɔte Netaim ne Gedera wɔ ɔhene nkyɛn, n’adwumam hɔ na wɔteɛ.

Simeon asefoɔ

24 Simeon mma ne: Nemuel ne Yamin, Yarib, Sera ne Saulo;

25 ne ba Salum, ne ba Mibsam, ne ba Misma.

26 Na Misma mma ne: Ne ba Hamuel, ne ba Sakur, ne ba Simei.

27 Na Simei wɔ mmammarima dunsia ne mmabaa nsia; na ne nuanom nni mma bebree, na wɔn abusua nyinaa ase ankyene sɛ Yuda mma.

28 Na wɔtenaa Beer-seba, Molada, Hasar-saulo,

29 Bilha, Esem, Tolad,

30 Betuel, Horma, Siklag,

31 Bet-markabot, Hasar-susim, Bet-biri ne Saaraim. Yeinom ne wɔn nkuro bɛduruu Dawid ahennie so.

32 Na wɔn nkuraa ne Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan, nkuro nnum,

33 ne wɔn nkuraa a ɛwowɔ nkuro yi nyinaa ho de kɔsii Baal. Yei ne wɔn tenabea ahodoɔ ne wɔn mmusua nkaneeɛ.

34 Na Mesobab, Yamlek, Amasia ba Yosa,

35 Yoel ne Asiel ba Seraia ba Yosibia ba Yehu,

36 ne Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel, Benaia,

37 ne Semaia ba, Simri ba, Yedaia ba, Alon ba, Sifi ba Sisa,

38 yeinom a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ wɔn mmusua mu mmapɔmma, na wɔn mpanimfie trɛɛ pii pa ara.

39 Na wɔsii mu kɔɔ deɛ wɔnam kɔ Gedor, bonhwa no apueeɛ fam sɛ wɔrekɔhwehwɛ adidibea ama wɔn nnwan.

40 Na wɔhunuu adidibea frɔmfrɔm a ɛyɛ, na asase no mu trɛ tɛtrɛɛ, na ɛso dwo komm; na wɔn a wɔtete hɔ kane no firi Ham.

41 Ɛnna yeinom a wɔatwerɛ wɔn din no kɔeɛ, Yudahene Hesekia berɛ so, kɔtoaa Maonfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no ne wɔn ntomadan, na wɔsɛee wɔn pasapasa de bɛsi nnɛ, na wɔtenatenaa wɔn ananmu, ɛfiri sɛ na adidibea wɔ hɔ ma wɔn nnwan.

42 Na Simeon mma no ara mu mmarima ahanum firii wɔn mu sii mu kɔɔ Seir bepɔ so, na Pelatia ne Nearia ne Refaia ne Usiel a wɔyɛ Yisi mma di wɔn anim.

43 Na wɔkɔkunkum Amalek adwanefoɔ no nkaeɛ, na wɔtenaa hɔ de bɛsi nnɛ.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 5

Ruben asefoɔ

1 Israel abakan Ruben mma, (na anka ɔno ne abakan deɛ, nanso ɛnam sɛ ɔne n’agya mpena daeɛ nti, wɔde n’abakanyɛ maa Israel ba Yosef mma no, nanso wɔantwerɛ wɔn abakanyɛ anatoɔ mu.

2 Na Yuda ho yɛ den ne nuanom mu, na ɔbapɔmma firii ne mu deɛ, nanso abakanyɛ no danee Yosef deɛ),

3 Ruben, Israel abakan no mma ne: Hanok, Palu, Hesron ne Karmi.

4 Yoel mma ne: Ne ba Semaia, ne ba Gog, ne ba Simei,

5 ne ba Mika, ne ba Reaia, ne ba Baal,

6 ne ba Beera a Asiriahene Tilgat-pilneser tuu no kɔeɛ no; ɔno ne Rubenfoɔ bapɔmma.

7 Na ne nuanom, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ wɔn awoɔ ahodoɔ so anatoɔ mu ne: Otitire Yeiel ne Sakaria,

8 ne Yoel ba Sema ba Asas ba Bela a ɔtenaa Aroer de kɔsii Nebo ne Baal-meon ho.

9 Na apueeɛ fam nso ɔtena de kɔsii anwea pradada so a ɛfiri Eufrate asubɔnten ano; na wɔn mmoakuo dɔɔso Gilead asase so.

10 Na Saulo nna mu no, wɔne Hagarfoɔ a wɔtotɔɔ wɔn nsa ano dii ako, na wɔtenatenaa wɔn ntomadan mu Gilead apueeɛ fam nyinaa.

Gad asefoɔ. Hagarfoɔ

11 Na Gad mma tenaa wɔn ntentensoɔ, Basan asase so de kɔduruu Saleka:

12 Yoel ne panin, na Safam di hɔ, ne Yanai ne Safat wɔ Basan.

13 Na wɔn nuanom sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ ne: Mikael, Mesulam, Seba, Yorai, Yakan, Sia ne Eber, wɔyɛ baason.

14 Yeinom ne Bus ba, Yahdo ba, Yesisai ba, Mikael ba, Gilead ba, Yaroa ba, Huri ba, Abihail mma;

15 Guni ba, Abdiel ba, Ahi di wɔn mpanimfie so panin.

16 Na wɔtenaa Gilead a ɛwɔ Basan ne ɛso nkurowa mu ne Saron nkuraa nyinaa mu, deɛ wɔn hyeɛ kɔsoeɛ.

17 Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa anatoɔ Yudahene Yotam berɛ so ne Israelhene Yeroboam nna mu.

18 Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no, nnipa a wɔtumi wɔn ho mu mmarima a wɔkura akyɛm ne nkrantɛ, na wɔkuntunu tadua na wɔasua akodie no yɛ nnipa mpem aduanan nnan ne ahanson aduosia a wɔtumi kɔ ɔsa.

19 Na Hagarfoɔ, Yetur, Nafis ne Nodab dii ako,

20 na wɔnyaa mmoa faa wɔn so, na wɔde Hagarfoɔ ne wɔn a wɔka wɔn ho no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa, ɛfiri sɛ wɔteaa mu frɛɛ Onyankopɔn ɔko no mu, na ɔtiee wɔn, ɛnam sɛ wɔn ani da ne soɔ nti.

21 Na wɔsoaa wɔn mmoakuo no, wɔn yoma mpemnum ne nnwan mpemahanu aduonum, ne mfunumu mpemmienu ne nnipa mpemha, nnommum.

22 Na apirafoɔ pii totɔe, na Nyankopɔn nkyɛn na ɛdɔm no firi baeɛ. Na wɔtenatenaa wɔn ananmu de kɔsii otukorɔ no mu.

Manase abusuakuo fa

23 Na Manase abusuakuo fa no mma tenaa asase no so firii Basan de kɔsii Baal-hermon ne Senir ne Hermon bepɔ ho; na wɔdɔɔso.

24 Na yeinom ne wɔn mpanimfie atitire: Efer, Yisi, Eliel, Asriel, Yeremia, Hodawia ne Yahdiel, nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho, nnipa a wɔwɔ din, wɔn mpanimfie so atitire.

25 Na wɔfom wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔkɔdii asase no so aman a Onyankopɔn sɛee wɔn wɔn anim no anyame akyi adwamammɔ mu.

26 Ɛnna Israel Nyankopɔn hwanyan Asiriahene Pul ne Asiriahene Tilgat-pilneser honhom, na ɔtuu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no de wɔn kɔduaa Hala, Habor, Hara ne Gosan asubɔnten ho de bɛsi nnɛ.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 6

Asɔfoɔ mpanimfoɔ no awoɔ ntoatoasoɔ

1 Lewi mma ne: Gerson, Kehat ne Merari.

2 Na Kehat mma ne: Amram, Yishar ne Hebron ne Usiel.

3 Na Amram mma ne: Aaron, Mose ne Miriam. Na Aaron mma ne: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.

4 Eleasa woo Pinehas. Pinehas woo Abisua,

5 na Abisua woo Buki, na Buki woo Usi,

6 na Usi woo Seraia, na Seraia woo Meraiot.

7 Meraiot woo Amaria, na Amaria woo Ahitub,

8 na Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Ahimaas,

9 na Ahimaas woo Asaria, na Asaria woo Yohanan,

10 na Yohanan woo Asaria. (Ɔno na ɔdii sɔfoɔ wɔ asɔredan a Salomo sii no Yerusalem no mu).

11 Na Asaria woo Amaria, na Amaria woo Ahitub,

12 na Ahitub woo Sadok, na Sadok woo Salum,

13 na Salum woo Hilkia, na Hilkia woo Asaria,

14 na Asaria woo Seraia, na Seraia woo Yehosadak.

15 Na Yehosadak deɛ, AWURADE maa Nebukadnessar so maa no bɛtuu Yuda ne Yerusalem kɔeɛ no, ɔkɔɔ bi.

Lewi asefoɔ

16 Lewi mma: Gersom, Kehat ne Merari.

17 Na yeinom ne Gersom mma din: Libni ne Simei.

18 Na Kehat mma ne: Amram, Yishar, Hebron ne Usiel.

19 Merari mma ne: Mahli ne Musi. Na yeinom ne Lewifoɔ mmusua, sɛdeɛ wɔn agyanom teɛ no:

20 Gersom deɛ ne: Libni, Yahat, Sima,

21 Yoa, Ido, Sera, ne Yeaterai.

22 Kehat deɛ ne: Aminadab, Kora, Asir,

23 Elkana ne ne ba, Ebiasaf ne ne ba Asir,

24 ne ba Tahat, ne ba Uriel, ne ba Usia ne ne ba Saulo.

25 Na Elkana mma ne: Amasai ne Ahimot,

26 ne ba Elkana, ne ba Elkana-sofai ne ne ba Nahat,

27 ne ba Eliab, ne ba Yeroham, ne ba Elkana.

28 Na Samuel mma ne: Abakan Yoel, ne Abiya deɛ ɔtɔ so mmienu.

29 Merari deɛ ne: Mahli, ne ba Libni, ne ba Simei, ne ba Usa,

30 ne ba Sima, ne ba Hagia, ne ba Asaia.

Adwontofoɔ Heman, Asaf ne Etan

31 Na yeinom ne wɔn a Dawid de sisii AWURADE fie dwontoɔ som soɔ, firi berɛ a adaka no nyaa ahomeeɛ no,

32 na wɔyeyɛɛ dwom mu asomfo ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no anim de kɔsii sɛ Salomo sii AWURADE fie no Yerusalem, na wɔgyinagyinaa wɔn afa wɔn som no mu.

33 Na yeinom ne wɔn a wɔgyinaa hɔ ne wɔn mma no: Kehat mma no mu: Ɔdwontoni Heman, Yoel ba, Samuel ba,

34 Elkana ba, Yeroham ba, Eliel ba, Yoa ba,

35 Suf ba, Elkana ba, Mahat ba, Amasai ba,

36 Elkana ba, Yoel ba, Asaria ba, Sefania ba,

37 Tahat ba, Asir ba, Ebiasaf ba, Kora ba,

38 Yishar ba, Kehat ba, Lewi ba, Israel ba,

39 ne ne nua Asaf a ɔgyina ne nifa soɔ, Asaf, Berekia ba, Simea ba,

40 Mikael ba, Baaseia ba, Malkia ba,

41 Etni ba, Sera ba, Adaia ba,

42 Etan ba, Simma ba, Simei ba,

43 Yahat ba, Gersom ba, Lewi ba,

44 ne wɔn nuanom Merari mma a wɔgyinagyina benkum soɔ: Etan, Kisi ba, Abdi ba, Maluk ba,

45 Hasabia ba, Amasia ba, Hilkia ba,

46 Amsi ba, Bani ba, Samer ba,

47 Mahli ba, Musi ba, Merari ba, Lewi ba.

Asɔrefie som ho nhyehyɛɛ

48 Na wɔn nuanom, Lewifoɔ no, wɔde wɔn maa Nyankopɔn fie tenabea no som nyinaa.

49 Na Aaron ne ne mma ne wɔn a wɔhye afɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebukyia ne aduhwam hyeɛbukyia no soɔ, wɔyɛ kronkronbea adwuma no nyinaa, na wɔpata ma Israel sɛdeɛ Nyankopɔn akoa Mose hyɛeɛ no ara.

50 Na yeinom ne Aaron mma: Ne ba Eleasa, ne ba Pinehas, ne ba Abisua,

51 ne ba Buki, ne ba Usi, ne ba Seraia,

52 ne ba Meraiot, ne ba Amaria, ne ba Ahitub,

53 ne ba Sadok, ne ba Ahimaas.

Lewifoɔ nkuro

54 Na yeinom ne wɔn tenabea ahodoɔ sɛdeɛ wɔn nkuro a afasuo atwa ho ahyia no teɛ, wɔn ahyeɛ mu: Aaron mma, Kohatfoɔ abusua no nyaa wɔn ntonto kyɛfa,

55 na wɔmaa wɔn Hebron, Yuda asase so ne ɛho mmoa adidibea nsase a ɛtwa ho hyia;

56 na kuro no ho mfuo ne ɛho nkuraa no deɛ, wɔde maa Yefune ba Kaleb.

57 Na wɔmaa Aaron mma, Yuda nkuro, dwanekɔbea kuro Hebron, Libna ne ɛho mmoa adidibea nsase, Yatir, Estemoa ne ɛho asase,

58 Hilen ne ɛho asase, Debir ne ɛho asase,

59 Asan ne ɛho asase ne Bet-semes ne ɛho asase.

60 Na Benyamin abusuakuo mu nso: Geba ne ɛho mmoa adidibea nsase, Alemet ne ɛho asase ne Anatot ne ɛho asase. Wɔn nkuro nyinaa yɛ dummiɛnsa wɔn mmusua no mu.

61 Na Kehat mma nkaeɛ, abusuakuo no abusua mu no, wɔde ntonto maa wɔn nkuro du firi Manase abusuakuo fa no mu.

62 Na Gersom mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, wɔde Isakar abusuakuo ne Aser abusuakuo ne Naftali abusuakuo ne Manase abusuakuo a ɛwɔ Basan no mu nkuro dummiɛnsa maa wɔn.

63 Merari mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, wɔde ntonto yii Ruben abusuakuo ne Gad abusuakuo ne Sebulon abusuakuo mu nkuro dummienu maa wɔn.

64 Na Israelfoɔ no de nkuro no ne ɛho mmoa adidibea nsase memaa Lewifoɔ no,

65 na wɔde ntonto yiyii Yuda mma abusuakuo ne Simeon mma abusuakuo ne Benyamin mma abusuakuo mu nkuro a wɔabobɔ din yi.

66 Na Kehat mma mmusua no hyeɛ so nkuro wɔ Efraim abusuakuo mu,

67 na wɔmaa wɔn nkuro, dwanekɔbea kuro Sekem ne ɛho mmoa adidibea nsase, Efraim bepɔ so ne Geser ne ɛho asase,

68 Yokmeam ne ɛho asase, Bet-horon ne ɛho asase,

69 Ayalon ne ɛho asase, ne Gat-Rimon ne ɛho asase;

70 ne Manase abusuakuo fa no mu: Aner ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Bileam ne ɛho asase wɔde maa Kehat mma a wɔkaeɛ no abusua.

71 Na wɔde Golan a ɛwɔ Basan ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Astarot ne ɛho asase a ɛwɔ Manase abusuakuo fa no abusua mu no maa Gerson mma;

72 ne Isakar abusuakuo mu: Kedes ne ɛho mmoa adidibea nsase, Daberat ne ɛho asase;

73 Ramot ne ɛho asase ne Anem ne ɛho asase;

74 ne Aser abusuakuo mu: Masal ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Abdon ne ɛho asase,

75 Hukok ne ɛho asase ne Rehob ne ɛho asase;

76 ne Naftali abusuakuo mu: Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Hamon ne ɛho asase ne Kiriataim ne ɛho asase.

77 Na wɔde Rimono ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Tabor ne ɛho asase a ɛwɔ Sebulon abusuakuo mu no maa Merari mma nkaeɛ;

78 ne Yordan, Yeriko agya nso, Yordan apueeɛ fam, Ruben abusuakuo mu: Beser wɔ ɛserɛ so ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Yahsa ne ɛho asase

79 ne Kedemot ne ɛho asase ne Mefaat ne ɛho asase.

80 Ne Gad abusuakuo mu: Ramot a ɛwɔ Gilead ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Mahanaim ne ɛho asase,

81 ne Hesbon ne ɛho asase ne Yaser ne ɛho mmoa adidibea nsase.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 7

Yakob mma a wɔaka no asefoɔ

1 Na Isakar mma ne: Tola, Pua, Yasub ne Simron, wɔyɛ baanan.

2 Na Tola mma ne: Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Semuel, wɔn na wɔyɛ Tola mpanimfie atitire, mmarima akofoɔ, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu. Dawid berɛ so na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahansia.

3 Na Usi mma ne: Yisrahia. Na Yisrahia mma ne: Mikael, Obadia ne Yoel, Yisia, wɔn baanum nyinaa yɛ atitire.

4 Na wɔn a wɔka wɔn ho, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ ne wɔn mpanimfie teɛ no, akodie dɔm asafo, yɛ mmarima mpem aduasa nsia; na wɔwɔ yerenom ne mma pii.

5 Na wɔn nuanom a wɔfiri Isakar mmusua nyinaa mu no nyinaa yɛ mmarima akofoɔ mpemaduɔwɔtwe nson a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ no.

6 Benyamin deɛ: Bela, Beker ne Yediael, wɔyɛ baasa.

7 Na Bela mma ne: Esbon, Usi, Usiel, Yerimot ne Iri, wɔyɛ baanum, wɔn mpanimfie so atitire, mmarima akofoɔ; wɔn dodoɔ yɛ mpemaduonu mmienu ne aduasa nnan.

8 Na Beker mma ne: Semira, Yoas, Eliesa, Elioenai, Omri, Yeremot, Abia, Anatot ne Alamet. Yeinom nyinaa yɛ Beker mma.

9 Na wɔn dodoɔ, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn mpanimfie atitire teɛ, yɛ mmarima akofoɔ mpemaduonu ne ahanu.

10 Na Yediael mma ne: Bilhan. Na Bilhan mma ne: Yeus, Benyamin, Ehud, Kenaana, Setan, Tarsis ne Ahisahar.

11 Yeinom nyinaa yɛ Yediael mma, sɛ wɔn agyanom atitire teɛ, mmarima akofoɔ mpemdunson ne ahanu, nnipa a wɔtumi kɔ ɔsa.

12 Na Supim ne Hupim yɛ Ir mma. Husim yɛ Aher mma.

13 Naftali mma ne: Yahsiel, Guni, Yeser ne Salum, Bilha mma.

14 Manase mma ne: Asriel a ne mpena woo no maa no. Na ne mpena Aramni woo Makir a ɔyɛ Gilead agya. Na Makir waree Hupim ne Supim nuabaa a ne din de Maaka.

15 Na ne babarima a ɔtɔ so mmienu din de Selofehad; na Selofehad nyaa mmammaa.

16 Na Makir yere Maaka woo ɔbabarima a ɔtoo no din Peres, na ne nua din de Seres. Na ne mma ne: Ulam ne Rakem.

17 Na Ulam mma ne: Bedan. Yeinom ne Manase ba Makir ba Gilead mma.

18 Na ne nuabaa Moleket woo Isod ne Abi-eser ne Mahla.

19 Na Semida mma ne: Ahian, Sekem, Likhi ne Aniam.

20 Na Efraim mma ne: Sutela ne Bered, ne ba, ne Tahat, ne ba, ne Elada, ne ba, ne Tahat, ne ba,

21 ne Sabad, ne ba, ne Sutela, ne ba, ne Eser ne Elad. Na Gad mmarima a wɔwoo wɔn asase no soɔ no kumm wɔn, ɛfiri sɛ wɔsiane kɔɔ sɛ wɔrekɔfa wɔn mmoakuo akɔ.

22 Na wɔn agya Efraim gyam wɔn nna pii, na ne nuanom ba bɛkyekyeree ne werɛ.

23 Na ɔne ne yere daeɛ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Beria, ɛfiri sɛ adebɔne na ɛbaa ne fie.

24 Na ne babaa ne Seera a ɔkyekyeree anafoɔ ne atifi Bet-horon ne Usen-seera.

25 Na ne ba ne Refa ne Resef, ne ba Tela, ne ba Tahan,

26 ne ba Ladan, ne ba Amihud, ne ba Elisama,

27 ne ba Nun, ne ba Yosua.

28 Na wɔn agyapadeɛ ne wɔn tenabea ne Betel ne ɛho nkurowa, ne apueeɛ fam Naaran ne atɔeɛ fam Geser ne ɛho nkurowa ne Sekem ne ɛho nkurowa kɔduru Asa ne ɛho nkurowa.

29 Na Manase mma nkyɛn mu bi wowɔ Bet-sean ne ɛho nkurowa, Taanak ne ɛho nkurowa, Megido ne ɛho nkurowa, Dor ne ɛho nkurowa. Yeinom mu na Israel ba Yosef mma teɛ.

30 Aser mma ne: Yimna, Yiswa, Yiswi, Beria ne wɔn nuabaa Sera.

31 Na Beria mma ne: Heber ne Malkiel, ɔne Birsait agya.

32 Na Heber woo Yaflet, Somer, Hotam ne wɔn nuabaa Sua.

33 Na Yaflet mma ne: Pasak, Bimhal ne Aswat. Yeinom ne Yaflet mma.

34 Na Semer mma ne: Ahi ne Rohga, Yehuba ne Aram.

35 Na ne nua Helem mma ne Sofa, Yimna, Seles ne Amal.

36 Sofa mma ne: Suah, Harnefer, Saulo, Beri ne Yimra;

37 Beser, Hod, Sama, Silsa, Yitran ne Beera.

38 Na Yeter mma ne: Yefune, Pispa ne Ara.

39 Na Ula mma ne: Arah, Haniel ne Risia.

40 Yeinom nyinaa yɛ Aser mma mpanimfie so atitire, mmarima akofoɔ a wɔayi wɔn, mmapɔmma mu atitire; na wɔn a wɔkan wɔn maa ɔsakorɔ sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ no yɛ mmarima mpemaduonu nsia.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 8

Benyamin fiefoɔ ne Saulo fiefoɔ

1 Na Benyamin woo Bela, n’abakan, Asbel a ɔtɔ so mmienu ne Ahra a ɔtɔ so mmiɛnsa,

2 Noha a ɔtɔ so nnan ne Rafa a ɔtɔ so nnum.

3 Na Bela mma ne: Adar, Gera, Abihud,

4 Abisua, Naaman, Ahoa

5 Gera, Sefufan ne Huram.

6 Na yeinom ne Ehud mma, (yeinom ne Gebafoɔ agyanom atitire, na wɔtuu wɔn kɔɔ Manahat),

7 ne Naaman ne Ahia ne Gera, ɔno na ɔtuu wɔn kɔeɛ, na ɔwoo Usa ne Ahihud.

8 Na Saharaim woe wɔ Moab asase so, nso na wagya ne yerenom Husim ne Baara kwan.

9 Na ɔne ne yere Hodes woo Yobab, Sibia, Mesa, Malkam

10 Yeus, Sakia ne Mirma. Yeinom ne ne mma a wɔyɛ agyanom atitire.

11 Na ɔne Husim woo Abitub ne Elpaal.

12 Na Elpaal mma ne: Eber, Misam ne Semed a ɔkyekyeree Ono ne Lod ne ɛho nkurowa,

13 Beria ne Sema, (wɔn ne Ayalonfoɔ agyanom atitire, wɔn na wɔpamm Gatfoɔ).

14 Na Ahio, Sasak, Yeremot,

15 Sebadia, Arad, Eder,

16 Mikael, Yispa, Yoha ne Beria mma.

17 Na Sebadia, Mesulam, Hiski, Heber,

18 Ismerai, Yislia, Yobab ne Elpaal mma.

19 Na Yakim, Sikri, Sabdi,

20 Elienai, Siletai, Eliel,

21 Adaia, Beraia, Simrat ne Simei mma.

22 Na Yispan, Eber, Eliel,

23 Abdon, Sikri, Hanan,

24 Hanania, Elam, Antotia,

25 Yifdeia, Penuel ne Sasak mma.

26 Na Samserai, Seharia, Atalia,

27 Yaaresia, Elia, Sikri ne Yeroham mma.

28 Yeinom ne agyanom atitire, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ so atitire. Yeinom tenaa Yerusalem.

29 Na wɔn a wɔtenaa Gibeon ne Gibean n’agya Yeiel a ne yere din de Maaka,

30 ne n’abakan Abdon, Sur, Kis, Baal, Nadab,

31 Gedor, Ahio ne Seker.

32 Na Miklot woo Simea; na wɔn nso wɔtenaa wɔn nuanom ntentensoɔ Yerusalem kaa wɔn nuanom ho.

33 Na Ner woo Kis, na Kis woo Saulo, na Saulo woo Yonatan, Malkisua, Abinadab ne Esbaal.

34 Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika.

35 Na Mika mma ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas.

36 Na Ahas woo Yehoada, na Yehoada woo Alemet, Asmawet ne Simri. Na Simri woo Mosa.

37 Na Mosa woo Binea, ne Rafa, ne Elasa, ne Asel.

38 Na Asel wɔ mmammarima baasia, na wɔn din nie: Asrikam, Bokeru, Ismael, Searia, Obadia ne Hanan. Yeinom nyinaa yɛ Asel mma.

39 Na ne nua Esek mma ne: N’abakan Ulam, Yeus a ɔtɔ so mmienu, ne Elifelet a ɔtɔ so mmiɛnsa.

40 Na Ulam mma yɛ mmarima ahoɔdenfoɔ a wɔtumi wɔn ho, wɔkuntunu tadua, na wɔwɔ mma bebree ne mma mma ɔha aduonum. Yeinom nyinaa yɛ Benyamin mma asefoɔ.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 9

Yerusalemfoɔ

1 Na wɔkan Israel nyinaa twerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, na hwɛ, wɔatwerɛ wɔn din wɔ Israel ahemfo nwoma mu. Wɔtuu Yuda kɔduaa Babel, wɔn amumuyɛ nti.

2 Na wɔn a wɔdii kan sane bɛtenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔrefie asomfoɔ.

3 Na Yerusalem deɛ, Yuda mma ne Benyamin mma ne Efraim ne Manase mma no mu binom tenatenaa hɔ:

4 Bani a ɔfiri Peres a ɛwɔ Yuda mma mu no ba Imri ba Omri ba Amihud ba Utai.

5 Na Silonifoɔ mu deɛ: Abakan Asaia ne ne mma.

6 Na Sera mma mu: Yeuel ne ne nuanom, ahansia aduɔkron.

7 Na Benyamin mma mu: Hasenua ba Hodawia ba Mesulam ba Salu,

8 ne Yeroham ba Yibneia ne Mikri ba Usi ba Ela ne Yibnia ba Reuel ba Sefatia ba Mesulam,

9 ne wɔn nuanom, wɔn mmusua so, nnipa ahankron aduonum nsia. Mmarima yi nyinaa yɛ agyanom atitire, wɔn mpanimfie so.

10 Na asɔfoɔ no mu: Yedaia, Yehoiarib ne Yakin,

11 ne Ahitub ba Meraiot ba Sadok ba Mesulam ba Hilkia ba Asaria a ɔyɛ Nyankopɔn fie bapɔmma;

12 ne Malkia ba Pasur ba Yeroham ba Adaia ne Imer ba Mesilemit ba Mesulam ba Yahsera ba Adiel ba Masai

13 ne wɔn nuanom, wɔn mpanimfie so atitire, apem ahanson aduosia, mmarima a wɔtumi Nyankopɔn fie som adwuma no.

14 Na Lewifoɔ mu deɛ: Merari ba Hasabia ba Asrikam ba Hasub ba Semaia,

15 Bakbakar, Heres, Galal ne Asaf ba Sikri ba Mika ba Matania,

16 ne Yedutun ba Galal ba Semaia ba Obadia ne Elkana ba Asa ba Berekia a ɔte Netofafoɔ nkuraa mu no.

Asɔrefie nnwuma ahodoɔ no

17 Na apono ano ahwɛfoɔ no: Salum, Akub, Talmon, Ahiman ne wɔn nuanom. Salum na ɔdi tire.

18 Na ɛde bɛsi sɛsɛɛ wɔwɔ ɔhene pono ano apueeɛ fam, wɔn ne Lewi mma nsra apono ano ahwɛfoɔ.

19 Na Kora ba Ebiasaf ba Kore ba Salum ne ne nuanom n’agya fie mu, Korafoɔ no, wɔwɔ ɔsom adwuma no so rewɛn ntomadan no pono ano, sɛdeɛ na wɔn agyanom wɔ AWURADE nsraban no mu rewɛn emu hyɛne no.

20 Na Eleasa ba Pinehas na na ɔdi wɔn so bapɔmma kane no, na AWURADE dii n’akyi.

21 Meselemia ba Sakaria ne ahyiaeɛ ntomadan no pono ano hwɛfoɔ.

22 Wɔn a wɔyii wɔn de wɔn sisii apono ano hwɛfoɔ nyinaa yɛ ahanu ne dummienu. Wɔn na wɔkan wɔn twerɛɛ wɔn din mmusua soɔ, wɔn nkuraa so, wɔn nso na Dawid ne Ɔdehununi Samuel de wɔn sisii wɔn nokorɛdie adwuma so.

23 Na wɔne wɔn mma wɔ apono no ano AWURADE fie, ntomadan fie no, rewɛn;

24 mframa nnan no ano deɛ, apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ fam apono ano ahwɛfoɔ no wɔ.

25 Na ɛsɛ wɔn nuanom a wɔwɔ wɔn nkuraa ase no sɛ wɔba nnanson nnanson firi berɛ so kɔ berɛ soɔ bɛka wɔn ho.

26 Na nokorɛdie adwuma mu na apono ano hwɛfoɔ mpanin baanan no, Lewifoɔ no wɔ, na wɔdi Nyankopɔn fie mpumpunu ne adekora adan no soɔ.

27 Na Nyankopɔn fie no ho na wɔteteeɛ hyia anadwoɔ berɛ biara, na wɔn so na ɔwɛn no da, na wɔn nso na na wɔhinihini apono no daa anɔpa.

28 Na wɔn mu binom hwɛ ɔsom nnoɔma no so, na wɔbu ano de ba mu, na wɔbu ano de firi adi.

29 Na wɔde wɔn mu binom asisi nnoɔma ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ne esiam, nsa, ngo, ohwamfufuo ne nnuhwam no so.

30 Na asɔfoɔ mma no binom de nnoɔma frafra yɛɛ nnuhwam sra ngo no.

31 Na Matitia a ɔfiri Lewi mma mu a ɔyɛ Korani Salum abakan no, wɔde no sii ɛkyeɛ nnadeɛ mu atodeɛ to so.

32 Na Kohatfoɔ mma a wɔyɛ wɔn nuanom no mu binom dii kyerɛ paanoo no so, sɛ wɔnsiesie no daa homeda.

33 Yeinom ne nnwontofoɔ no, Lewi abusua so mpanimfoɔ a wɔtete asɔrefie mpumpunu mu, a wɔnyɛ adwuma foforɔ bi, ɛfiri sɛ wɔyɛ adwuma awia ne anadwo.

34 Yeinom ne Lewifoɔ mu agyanom atitire, atitire sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Yeinom na wɔtete Yerusalem.

Gibeonfoɔ, Saulo fiefoɔ

35 Na Gibeonfoɔ no agya ne Yeiel a ɔte Gibeon, na ne yere din de Maada.

36 Na n’abakan ne Adbon; ne nuanom Sur, Kis, Baal, Ner, Nadab,

37 Gedor, Ahio, Sakaria ne Miklot.

38 Na Miklot woo Simeam; na wɔn nso tenaa wɔn nuanom ntentensoɔ wɔ Yerusalem, wɔne wɔn nuanom.

39 Na Ner woo Kis, na Kis woo Saulo, na Saulo woo Yonatan, Malki-sua, Abinadab ne Esbaal.

40 Na Yonatan ba ne Merib-baal, na Merib-baal woo Mika.

41 Na Mika mma ne: Piton, Melek, Tarea ne Ahas.

42 Na Ahas woo Yara, na Yara woo Alemet, Asmawet, ne Simri, na Simri woo Mosa,

43 na Mosa woo Binea; ne ne ba Refaia, ne ba Elasa, ne ba Asel.

44 Na Asel wɔ mmammarima baasia, na wɔn din nie: Asrikam, Bokeru ne Ismael ne Searia ne Obadia ne Hanan. Yeinom ne Asel mma.

Categories
1 Berɛsosɛm

1 Berɛsosɛm 10

Saulo wuo

1 Na Filistifoɔ ne Israel koeɛ. Na Israel mmarima no dwanee wɔ Filistifoɔ anim, na wɔtotɔe wɔ Gilboa bepɔ so.

2 Na Filistifoɔ tu saa Saulo ne ne mma, na Filistifoɔ kumm Yonatan, Abinadab ne Malkisua a wɔyɛ Saulo mma no.

3 Na ɔko no den Saulo so, na agyantofoɔ bɛtoo no, na agyantofoɔ no too agyan wɔɔ no.

4 Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ na fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛbɔ me adapaa. Na n’akodeɛkurani no ampene, na ɔsuroo pii. Enti Saulo faa ne nkrantɛ na ɔhwee so.

5 Na n’akodeɛkurani no hunuu sɛ Saulo atɔ no, ɔno nso hwee ne nkrantɛ so na ɔtɔe.

6 Na Saulo wui, na ne mma baasa no ne ne fiefoɔ nyinaa totɔɔ prɛko.

7 Na Israelfoɔ a wɔwɔ bonhwa no mu nyinaa hunuu sɛ asraafoɔ no adwaneɛ, na Saulo ne ne mma atotɔ no, wɔgyigyaa wɔn nkuro hɔ dwanee. Na Filistifoɔ ba bɛtenatenaa mu.

8 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, Filistifoɔ baa atɔfoɔ no ho nnoɔma yiyie, na wɔhunuu Saulo ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔ soɔ.

9 Na wɔyiyii wɔn ho nnoɔma, na wɔfaa ne ti ne n’akodeɛ soma maa wɔde kyinii Filistifoɔ asase so, sɛ wɔnkɔpae nkyerɛ wɔn ahoni ne ɔman no.

10 Na wɔde n’akodeɛ no kɔsiee wɔn anyame fie, na ne tikwankoraa deɛ, wɔde kɔfam Dagon fie.

11 Na Yabes-gileadfoɔ nyinaa tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo nyinaa no,

12 akofoɔ no nyinaa sɔresɔree, na wɔkɔfaa Saulo amu, ne ne mma no amu no, na wɔde baa Yabes, na wɔbɛsiee wɔn nnompe no dupɔn a ɛwɔ Yabes no ase, na wɔdii mmuada nnanson.

13 Na Saulo wui ne fom a ɔfom AWURADE no, ne AWURADE asɛm a wanni soɔ no, ne sɛ nso ɔkɔbisaa samanfrɛni hɔ adeɛ hwehwɛɛ n’akyiri kwan.

14 Na wanhwehwɛ AWURADE akyiri kwan nti, na ɔkumm no, na ɔdanee ahennie no maa Yisai ba Dawid.