Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 21

Wɔdi Nabot awu

1 Na Yesreelni Nabot wɔ bobe turo bi Yesreel wɔ Samariahene Ahab ahemfie ho.

2 Na Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ: Fa wo bobe turo no ma me, na memfa menyɛ fan turo, ɛfiri sɛ ɛbɛn me fie ho, na mɛma wo bobe turo a ɛyɛ sene no ahyɛ ananmu, anaasɛ wopɛ a, mɛma wo ɛho sika.

3 Na Nabot ka kyerɛɛ Ahab sɛ: AWURADE mma yei mpare me, sɛ mede m’agyanom awunnyadeɛ bɛma woɔ.

4 Ɛnna Ahab kɔɔ ne fie a wakum n’anim na waboto, Yesreelni Nabot asɛm a ɔka kyerɛɛ no no nti; sɛ waka akyerɛ no sɛ: Meremfa m’agyanom awunnyadeɛ memma wo. Na ɔdaa ne mpa so danee n’ani, na wannidi.

5 Na ne yere Isebel baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn na wo honhom aboto sɛɛ na wonnidie yi?

6 Na ɔbuaa no sɛ: Ɛfiri sɛ me ne Yesreelni Nabot kasae, na mesee no sɛ: Fa wo bobeturo no ma me gye sika, anaasɛ nso sɛ wopɛ a, mɛma wo bobeturo ahyɛ ananmu. Na ɔse: Meremfa me bobeturo no memma wo.

7 Ɛnna ne yere Isebel ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wodi Israel soɔ? Sɔre didi, na ma wo bo ntɔ wo yam, na mede Yesreelni Nabot bobeturo no bɛma wo.

8 Ɛnna ɔde Ahab din twerɛtwerɛɛ nwoma, na ɔde ne nsɔanodeɛ sosɔɔ ano, na ɔsomasoma maa wɔde nwoma no kɔmaa mpanimfoɔ ne adehyeɛ a wɔwɔ ne kurom a wɔne Nabot te mu no.

9 Na ɔtwerɛɛ nwoma no mu sɛ: Mompae mma wɔnni mmuada, na momfa Nabot ntena nkurɔfoɔ no ti.

10 Na momfa mmarima baanu a wɔyɛ mmahuhufoɔ nnyina n’anim, na wɔnni adanseɛ ntia no sɛ: Woadome Onyankopɔn ne ɔhene! Na momfa no mfiri nkɔsi no aboɔ mma no nwu.

11 Ɛnna ne kuro no mufoɔ mpanimfoɔ ne adehyeɛ a wɔte ne kurom no yɛɛ sɛdeɛ Isebel kraa wɔn no, sɛdeɛ ɔtwerɛɛ nwoma a wɔde kɔmaa wɔn no mu no:

12 Wɔpaee sɛ wɔnni mmuada, na wɔde Nabot tenaa nkurɔfoɔ no ti.

13 Na mmarima mmahuhufoɔ baanu ba bɛtenaa n’anim, na mmarima ahuhufoɔ no dii adanseɛ tiaa Nabot ɔman no anim sɛ: Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene. Na wɔyii no firi kɔɔ kuro no akyi kɔsii no aboɔ maa no wui.

14 Ɛnna wɔsoma maa wɔkɔɔ Isebel nkyɛn sɛ: Wɔasi Nabot aboɔ, na wawu.

15 Na Isebel tee sɛ wɔasi Nabot aboɔ na wawuo no, Isebel ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɔre kɔfa Yesreelni Nabot bobeturo a ɔmpɛ sɛ ɔde ma wo gye sika no di so, ɛfiri sɛ Nabot nte ase bio, na wawu.

16 Na ɛbaa sɛ Ahab tee sɛ Nabot awuo no, Ahab sɔree sɛ ɔresiane akɔ Yesreelni Nabot bobeturo no mu akɔfa adi so.

Elia hyɛ asotwe ho nkɔm

17 Ɛnna AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ:

18 Sɔre siane kɔhyia Israelhene Ahab a ɔwɔ Samaria no. Hwɛ, ɔwɔ Nabot bobeturo a wasiane kɔ hɔ sɛ ɔrekɔfa adi soɔ no mu;

19 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Woadi awu, na woafa obi adeɛ adi so? Na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Faako a akraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ na akraman bɛtafere wo nso wo mogya.

20 Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: Woahu me, me tamfo? Na ɔse: Mahu wo, ɛfiri sɛ woatɔn wo ho ayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.

21 Hwɛ, mede bɔne bɛba wo so; mɛpra wo akɔ na matwa Ahab babarima biara wɔ Israel mu, akoa anaa ɔdehyeɛ atwene.

22 Na mɛyɛ wo fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie ne Ahia ba Baasa fie, huru a woahuru me bo na woama Israel ayɛ bɔne nti.

23 Na Isebel nso, AWURADE kaa ne ho asɛm sɛ: Akraman bɛwe Isebel nam, Yesreel fasuo ho.

24 Ahab fie mu nipa a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛwe ne nam, na deɛ ɔbɛwu wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam.

25 (Ampa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ Ahab a ɔtɔn ne ho sɛ ɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne, ɛfiri sɛ ne yere Isebel hwanyan no.

26 Na ɔyɛɛ akyiwadeɛ sɛ, sɛ ɔdii ahoni huhuo no akyire, sɛdeɛ Amorifoɔ a AWURADE tuu wɔn Israelfoɔ anim yɛeɛ no ara.)

27 Na Ahab tee nsɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma firaeɛ, na ɔdii abuada, na ɔdaa ayitoma no mu, na n’anim yɛɛ siamoo.

28 Na AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ: Woahunu sɛ Ahab abrɛ ne ho ase m’anim?

29 Ɛsiane sɛ wabrɛ ne ho ase m’anim nti, meremfa bɔne no memma ne berɛ so. Ne ba berɛ so, na mede bɔne no bɛba ne fie soɔ.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 22

Ahab ne Yehosafat ko tia Siriafoɔ

1 Na Siria ne Israel tenaa hɔ mfeɛ mmiɛnsa a ɔko bi nni wɔn ntam.

2 Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no Yudahene Yehosafat siane baa Israel hene nkyɛn.

3 Na Israel hene ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monnim sɛ Ramot-gilead wɔ yɛn, na yɛn deɛ yɛte hɔ komm na yɛnnye mfiri Siriahene nsam?

4 Na ɔbisaa Yehosafat sɛ: Wo ne me bɛkɔ Ramot-gilead sa anaa? Na Yehosafat buaa Israel hene no sɛ: Mete sɛ wo, me man te sɛ wo man, m’apɔnkɔ te sɛ w’apɔnkɔ.

5 Na Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Bisa AWURADE asɛm nnɛ ɛ!

6 Ɛnna Israel hene boaboaa adiyifoɔ no ano, wɔbɛyɛ mmarima ahanan, na ɔbisaa wɔn sɛ: Menkɔ Ramot-gilead menkɔko anaasɛ mennyae? Na wɔkaa sɛ: Foro kɔ, na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.

7 Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ: AWURADE diyifoɔ biara nni ha bio a yɛbɛbisa ne hɔ adeɛ anaa?

8 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima baako bi da so wɔ hɔ a anka yɛbɛtumi abisa AWURADE afiri ne nkyɛn, nanso metane no, ɛfiri sɛ ɔnhyɛ me ho nkɔm pa, sɛ bɔne nko, ɛyɛ Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka saa.

9 Ɛnna Israel hene frɛɛ gyaaseni bi, na ɔkaa sɛ: Ma Imla ba Mikaia nnuru ha ntɛm!

10 Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat tete wɔn nhennwa so hyehyɛ wɔn ntadeɛ, Samaria pono ano mpraeɛ so, na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm wɔn anim.

11 Na Kenaana ba Sedekia ayɛ dadeɛ mmɛn na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Yeinom na wode bɛsum Siriafoɔ de kɔsi sɛ wɔbɛwie wɔn sɛeɛ.

12 Na adiyifoɔ no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm saa sɛ: Kɔ Ramot-gilead na kɔdi siadeɛ, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa.

13 Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifoɔ no nyinaa de ano korɔ ka asɛmpa kyerɛ ɔhene, ma wo nsɛm nyɛ sɛ wɔn mu baako deɛ, na ka deɛ ɛyɛ!

14 Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, deɛ AWURADE bɛka akyerɛ me no, ɛno na mɛka.

Mikaia hyɛ nkoguo ho nkɔm

15 Ɛnna ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mikaia, yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ yɛnnyae? Na ɔbuaa no sɛ: Kɔ na kɔdi nim, na AWURADE de ahyɛ ɔhene nsa.

16 Na ɔhene no bisaa no sɛ: Mprɛ ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm bi sɛ nokorɛ nko AWURADE din mu?

17 Na ɔse: Mahunu Israel nyinaa sɛ wɔahwete mmepɔ soɔ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ, na AWURADE se: Yeinom nni wura, ma wɔnsane nkɔ wɔn afie asomdwoeɛ mu.

18 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa biara, na mmom bɔne?

19 Ɛnna ɔkaa sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahunu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.

20 Na AWURADE kaa sɛ: Hwan na ɔbɛdaadaa Ahab na waforo akɔtɔ wɔ Ramot-gilead? Na oyi kaa sɛɛ, na oyi kaa sɛɛ.

21 Na honhom bi firi bɛgyinaa AWURADE anim kaa sɛ: Me na mɛdaadaa no.

22 Na AWURADE bisaa no sɛ: Wode deɛn? Na ɔse: Mɛfiri makɔyɛ atorɔ honhom n’adiyifoɔ nyinaa anomu. Na ɔkaa sɛ: Wobɛdaadaa no na wobɛtumi nso; firi kɔ na kɔyɛ saa.

23 Na afei, hwɛ, AWURADE de honhom torofoɔ ahyɛ w’adiyifoɔ yi nyinaa anomu, na AWURADE aka wo ho bɔne.

24 Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe pini bɛbɔɔ Mikaia sotorɔ kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam firii me nkyɛn kɔ kasa kyerɛɛ woɔ yi?

25 Na Mikaia se: Hwɛ, da a wobɛfiri pia mu akɔ pia mu akɔhunta no na wobɛhunu.

26 Ɛnna Israel hene kaa sɛ: Kyere Mikaia, na fa no kɔ kuro no so hwɛfoɔ Amon ne ɔhene ba Yoas nkyɛn,

27 na kɔka sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Momfa oyi nto nneduadan mu, na momma no ahohiahia aduane nni ne ahohiahia nsuo nnom kɔsi sɛ mɛba no dwoodwoo.

28 Na Mikaia kaa sɛ: Sɛ wosane ba dwoodwoo a, ɛnneɛ na ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasaeɛ. Na ɔse: Mo aman nyinaa, montie!

Ahab wuo

29 Na Israel hene ne Yudahene Yehosafat foro kɔɔ Ramot-gilead.

30 Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakyera me ho na makɔ ɔko no ano, na wo deɛ, hyɛ wo ntadeɛ. Na Israel hene no sakyeraa ne ho, na ɔkɔɔ ko no ano.

31 Nso na Siriahene no ahyɛ ne nteaseɛnam a ɔwɔ no so asafohene aduasa mmienu no sɛ: Ma monne akumaa anaa ɔkɛseɛ nnko, gye Israel hene no nko.

32 Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu Yehosafat no, wɔkaa sɛ: Ampa, Israel hene no nie! Na wɔmane ne no kɔkoe. Na Yehosafat teaa mu.

33 Na nteaseɛnam so asafohene no hunuu sɛ ɛnyɛ Israel hene ne no no, wɔsane firii n’akyi.

34 Na ɔbarima bi twee ne tadua mu anibiannasoɔ so, na ɔde saa Israel hene no mmɔtoam ne nkataboɔ no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafoɔ no sɛ: Dane wo ho fa me firi ɛdɔm yi mu, na mapira.

35 Na ɔko no mu yɛɛ den da no. Na wɔkura ɔhene no mu maa no gyinaa teaseɛnam no mu Siriafoɔ no anim ara, na ɔwuu anwummerɛ. Na apirakuro no mu mogya sene guu teaseɛnam no mu.

36 Na wɔpae faa nsraban no mu owiatɔ berɛ sɛ: Obiara nkɔ ne kurom ne n’asase so.

37 Na ɔhene no wui, na wɔde no baa Samaria; na wɔsiee ɔhene no Samaria.

38 Na wɔkɔhohoroo teaseɛnam no mu wɔ Samaria tareɛ mu, na akraman bɛtaferee ne mogya, na mmaa nnwamamfoɔ nso dwaree mu, sɛ AWURADE asɛm a ɔkaeɛ no teɛ no.

39 Na Ahab ho nsɛm nkaeɛ, ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne asonse dan a ɔsiiɛ, ne nkuro a ɔkyekyereeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu anaa?

40 Na Ahab toaa n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Ahasia bɛdii n’adeɛ.

Yehosafat di Yuda so hene

41 Na Israelhene Ahab afe a ɛtɔ so nnan mu na Asa ba Yehosafat bɛdii Yuda so hene.

42 Yehosafat bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduasa nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nnum wɔ Yerusalem. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi ba.

43 Na ɔfaa n’agya Asa kwan nyinaa so, wammane amfiri ho, na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so; gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyiyie, ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam sorɔnsorɔmmea hɔ.

44 Na asomdwoeɛ bɛdaa Yehosafat ne Israel hene ntam.

45 Na Yehosafat ho nsɛm nkaeɛ ne ne mmaninneɛ a ɔyɛeɛ ne sɛdeɛ ɔdii ako no, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu anaa?

46 Na mmarima nnwamamfoɔ nkaeɛ a wɔgyaa wɔn n’agya Asa nna mu no, ɔhyee wɔn ase firii asase no so.

47 Na ɔhene bi nni Edom; na ɔhene abadiakyire na na ɔhwɛ akyire sɛ ɔhene;

48 Yehosafat yɛɛ Tarsis ahyɛn sɛ ɛnkɔ Ofir na ɛnkɔpɛ sika kɔkɔɔ, nanso ankɔ, ɛfiri sɛ ahyɛn no bobɔe wɔ Esion-geber.

49 Ɛno mu na Ahab ba Ahasia ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ma me nkoa ne wo nkoa nkɔ ahyɛn no mu. Na Yehosafat ampene.

50 Na Yehosafat toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kuro mu; na ne ba Yehoram bɛdii n’adeɛ.

Ahasia di Israel so hene

51 Ahab ba Ahasia bɛdii Israel so hene Samaria, Yudahene Yehosafat afe a ɛtɔ so dunson mu, na ɔdii Israel so mfeɛ mmienu.

52 Na ɔyɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔfaa n’agya kwan so, ne ne na kwan so, ne Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no kwan so;

53 na ɔsomm Baal na ɔsɔree no, na ɔhuruu AWURADE, Israel Nyankopɔn bo, sɛdeɛ n’agya yɛeɛ no ara.