Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 1

Dawid mmerɛyɛ ne Adoniya ho asɛm

1 Afei Ɔhene Dawid abɔ akora, na ɛwom sɛ na ne nkoa de bomo kata ne ho deɛ, nanso ne ho anyɛ no hye.

2 Enti ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛnhwehwɛ ababaa bi mmrɛ me wura ɔhene, na ɔmmɛgyina ɔhene anim nyɛ ne hwɛfoɔ, na ɔnna wo kokom na me wura ɔhene ho nyɛ no hye.

3 Ɛnna wɔkɔhwehwɛɛ ababaa hoɔfɛfoɔ bi Israel ahyeɛ nyinaa mu, na wɔkɔhunuu Sunamni Abisag, na wɔde no brɛɛ ɔhene.

4 Na ababaa no ho yɛ fɛ pa ara, na ɔyɛɛ ɔhene hwɛfoɔ na ɔsomm no. Nanso ɔhene ne no anna.

5 Na Hagit ba Adoniya maa ne ho so kaa sɛ: Me na mɛdi hene. Na ɔsiesiee nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne mmarima aduonum a wɔbɛbɔ ne ho ban.

6 Nanso n’agya anka asɛm a ɛyɛ ya biara ankyerɛ no da sɛ: Adɛn na woayɛ saa yi? Na ɔno nso yɛ onipa a ne ho yɛ fɛ, na ɔno na wɔwoo no dii Absalom akyire.

7 Na ɔne Seruia ba Yoab ne Ɔsɔfoɔ Abiatar dii atirimusɛm, na wɔdii Adoniya akyi boaa no.

8 Na Ɔsɔfoɔ Sadok, Yoiada ba Benaia, Odiyifoɔ Natan, Simei, Rei ne Dawid nnɔmmarima no deɛ, na wɔnni Adoniya afa.

9 Na Adoniya kumm nnwan, anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ wɔ Sohelet Boɔ a ɛwɔ En-rogel ho no so, na ɔhyiahyiaa ne nuanom ahene mma no nyinaa ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa.

10 Na Odiyifoɔ Natan ne Benaia ne nnɔmmarima no ne ne nua Salomo deɛ, wanhyia wɔn.

11 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Batseba, Salomo na sɛ: Dabrɛ wontee sɛ Hagit ba Adoniya redi hene, na yɛn wura Dawid nnim?

12 Afei, bra na memma wo adwene, na gye wo ne wo ba Salomo nkwa.

13 Kɔ Ɔhene Dawid nkyɛn, na ka kyerɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo, me wura ɔhene na wokaa w’afenaa ntam sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛdi m’adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena m’adwa soɔ? Na adɛn nti na Adoniya di hene yi?

14 Hwɛ, wo ne ɔhene da so rekasa wɔ hɔ no, me nso mɛdi w’akyiri aba, na mabɛfoa wo so.

15 Na Batseba kɔɔ ɔhene nkyɛn pia mu; na ɔhene abɔ akora pa ara, na Sunamni Abisag som ɔhene.

16 Ɛnna Batseba bɔɔ ne mu ase maa ɔhene. Na ɔhene bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na worehwehwɛ?

17 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me wura, wo na wokaa AWURADE wo Nyankopɔn ntam kyerɛɛ w’abaawa sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛdi w’adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena w’adwa soɔ.

18 Na afei, hwɛ, Adoniya na ɔredi hene yi; nanso, me wura ɔhene, wonnim.

19 Na wakum anantwie ne nyɛmmoa ne nnwan bebree, na wahyiahyia ahene mma nyinaa ne Ɔsɔfoɔ Abiatar ne Ɔsahene Yoab, na w’akoa Salomo deɛ, wanto ne nsa amfrɛ no.

20 Na wo, me wura ɔhene, na Israel nyinaa ani da wo soɔ sɛ wobɛkyerɛ wɔn deɛ ɔbɛdi me wura ɔhene akyiri atena adwa no soɔ.

21 Anyɛ saa a, me wura ɔhene wuo akyiri no wɔbɛbu me ne me ba Salomo mmaratofoɔ.

22 Na hwɛ, ɔda so ne ɔhene rekasa no, Odiyifoɔ Natan nso baa hɔ.

23 Na wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, Odiyifoɔ Natan nie. Na ɔduruu ɔhene anim no, ɔkotoo ɔhene de n’anim butuu fam.

24 Na Natan kaa sɛ: Me wura ɔhene, wo na wose: Adoniya nni m’adeɛ, na ɔno na ɔntena m’adwa so anaa?

25 Na ɛnnɛ wasiane kɔ, na wakɔkum anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan bebree, na wahyia ɔhene mma nyinaa ne asafohene ne Ɔsɔfoɔ Abiatar, na hwɛ, wɔredidi na wɔrenom n’anim, na wɔka sɛ: Ɔhene Adoniya nkwa so!

26 Na me, w’akoa ne Ɔsɔfoɔ Sadok ne Yoiada ba Benaia ne w’akoa Salomo deɛ, wanto ne nsa amfrɛ yɛn.

27 Me wura ɔhene nkyɛn na asɛm yi fire, na woamma w’akoa anhunu deɛ ɔbɛtena me wura ɔhene adwa no soɔ n’akyiri?

28 Ɛnna Ɔhene Dawid buaa sɛ: Momfrɛ Batseba mma me. Na ɔba bɛgyinaa ɔhene anim.

29 Na ɔhene kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔgyee me kra firii ahohiahia nyinaa mu te aseɛ yi,

30 sɛdeɛ mekaa AWURADE Israel Nyankopɔn ntam mekyerɛɛ wo sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛdi m’adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena m’adwa soɔ asi m’ananmu no, saa ara na mɛyɛ nnɛ da yi.

31 Ɛnna Batseba bɔɔ ne mu ase de n’anim butuu fam kotoo ɔhene kaa sɛ: Me wura ɔhene nnya nkwa daa!

Wɔsra Salomo si no hene

32 Na Ɔhene Dawid kaa sɛ: Momfrɛ Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia mma me. Na wɔbaa ɔhene anim.

33 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo wura nkoa nka mo ho, na momfa me ba Salomo ntena m’afunumupɔnkɔ so, na momfa no nsiane nkɔ Gihon.

34 Na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan nsra no ngo mfa no nsi Israel so hene wɔ hɔ, na monhyɛne totorobɛnto sɛ: Ɔhene Salomo nkwa so oo!

35 Na momforo nni n’akyi, na ɔmmra mmɛtena m’adwa so, na ɔnsi m’ananmu nni hene, na ɔno na mahyɛ no sɛ ɔnyɛ Israel ne Yuda so hene.

36 Ɛnna Yoiada ba Benaia buaa ɔhene sɛ: Amen! Saa ara nso na AWURADE me wura Ɔhene Nyankopɔn nka.

37 Sɛdeɛ AWURADE ne me wura ɔhene tenaeɛ no, saa ara nso na ɔne Salomo ntena, na ɔmma n’adwa nso nsene me wura Ɔhene Dawid adwa no.

38 Na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia, Keretifoɔ ne Peletifoɔ siane kɔe, na wɔde Salomo tenaa ɔhene afunumupɔnkɔ so, na wɔde no kɔɔ Gihon.

39 Na Ɔsɔfoɔ Sadok faa ngo abɛn firii ntomadan no mu de bɛsraa Salomo. Na wɔhyɛnee totorobɛnto, na ɔman no nyinaa kaa sɛ: Ɔhene Salomo nkwa so!

40 Na ɔman no nyinaa foro dii n’akyiri bae, na ɔman no hyenhyɛnee ntɛntɛbɛn, na wɔn ani gyee kɛse, na wɔn gyegyeegye no reyɛ ama asase mu apae.

41 Na Adoniya ne wɔn a wahyia wɔn a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa teeɛ. Na wɔawie adidi; na Yoab tee totorobɛnto no nka no, ɔkaa sɛ: Kuro no mu hooyɛ a yɛteɛ yi ase ne sɛn?

42 Na ɔda so rekasa no, hwɛ, Ɔsɔfoɔ Abiatar ba Yonatan bae; na Adoniya kaa sɛ: Bra, na woyɛ ɔbarima a wofata, na wokura kaseɛ pa.

43 Na Yonatan bua see Adoniya sɛ: Dabi, na yɛn wura Ɔhene Dawid de Salomo asi hene.

44 Na ɔhene asoma Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia, Keretifoɔ ne Peletifoɔ aka ne ho, na ɔde no atena ɔhene afunumupɔnkɔ so,

45 na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan asra no de no asi hene Gihon, na wɔde anigyeɛ de no aforo afiri hɔ aba, na kuro no mu ayɛ hoo: Ɛno ne gyegyeegye a moteeɛ no.

46 Nso Salomo te ahennwa no so.

47 Yeinom nyinaa akyiri no, ɔhene nkoa aba abɛma yɛn wura Ɔhene Dawid amo sɛ: Onyankopɔn mma Salomo din nyɛ kɛse nsene wo din, na ɔmma n’adwa nso nsene w’adwa. Na ɔhene bɔɔ ne mu ase ne mpa so;

48 na ɔhene kaa sɛ: Nhyira ne AWURADE Israel Nyankopɔn a wama me ba atena m’adwa so nnɛ yi, na m’ani ahunu.

49 Ɛnna nnipa a wɔahyia wɔn a wɔyɛ Adoniya deɛ no nyinaa ho popoe, na wɔsɔresɔree sisii wɔn akwan so kɔe.

50 Na Adoniya suroo Salomo anim, na ɔsɔre kɔe kɔsosɔɔ afɔrebukyia abɛn mu.

51 Na wɔka kyerɛɛ Salomo sɛ: Hwɛ, Adoniya suro Ɔhene Salomo, na hwɛ, wakɔsosɔ afɔrebukyia abɛn mu sɛ: Ɔhene Salomo nka me ntam nnɛ, sɛ ɔremfa nkrantɛ nkum n’akoa.

52 Na Salomo kaa sɛ: Sɛ ɔdane onipa a ɔfata a, ne nwi baako mpo rentɔ fam; na sɛ wɔhunu bɔne wɔ ne mu a, ɔbɛwu.

53 Na Ɔhene Salomo soma maa wɔkɔfaa no firii afɔrebukyia no ho siane bae. Na ɔba bɛkotoo Ɔhene Salomo, na Salomo ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ wo fie.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 2

Dawid samanseɛ ne ne wuo

1 Afei Dawid nna bɛnee sɛ ɔbɛwuo no, ɔhyɛɛ ne ba Salomo sɛ:

2 Me deɛ, mereti nananom wɔ asamando: Enti yɛ den na yɛ ɔbarima;

3 na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛ wobɛnante n’akwan so, sɛ wobɛdi n’ahyɛdeɛ, ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’adansesɛm soɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu no, na woadi yie deɛ woyɛ nyinaa mu, baabiara a wobɛkorɔ.

4 Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaa no me ho no atim, sɛ ɔse: Sɛ wo mma hwɛ wɔn akwan so yie sɛ wɔbɛnante m’anim nokorɛ mu, wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa mu a, ɛnneɛ Israel adwa so barima remmɔ wo.

5 Bio, wo ara wonim deɛ Seruia ba Yoab yɛɛ me, deɛ ɔyɛɛ Israel asahene baanu Ner ba Abner ne Yeter ba Amasa, sɛ ɔdii wɔn awuo na ɔkaa ɔsa mu mogya guu asomdwoeɛ berɛ mu, na ɔde ɔsa mu mogya kekaa n’abɔsoɔ a ɛbɔ n’asene ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan ho no.

6 Enti di no nyansa so, na mma ne dwono mmfa asomdwoeɛ mu nnsiane nnkɔ Asamando.

7 Na Gileadni Barsilai mma deɛ, yɛ wɔn adɔeɛ na ma wɔntena wɔn a wɔdidi wo pono soɔ mu; Na saa na wɔtwe baa me nkyɛn berɛ a medwanee wo nua Absalom anim no.

8 Na hwɛ, Benyaminni Gera ba Simei a ɔfiri Bahurim a ɔwɔ wo nkyɛn yi, ɔno na ɔdomee me nnome denden da a mekɔɔ Mahanaim no. Nanso ɔsiane bɛhyiaa me Yordan ho, na mede AWURADE kaa no ntam sɛ meremfa nkrantɛ menku no.

9 Na afei deɛ, mma ne ho nnyɛ no tɔtorɔtɔɔ, na woyɛ ɔba nyansafoɔ, na wobɛhunu adeɛ a wobɛyɛ no, na woama ne dwono nam mogya mu asiane akɔ Asamando.

10 Ɛnna Dawid tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro mu.

11 Na nna a Dawid de dii Israel so hene yɛ mfirinhyia aduanan. Ɔdii hene mfeɛ nson wɔ Hebron, na ɔdii hene mfeɛ aduasa mmiɛnsa Yerusalem.

12 Na Salomo tenaa n’agya adwa so, na n’ahennie tim pintinn pa.

Salomo nneyɛɛ bi

13 Na Hagit ba Adoniya baa Salomo na Batseba nkyɛn. Na ɔbisaa no sɛ: Asomdwoeɛ mu na woreba yi? Na ɔse: Asomdwoeɛ mu.

14 Na ɔkaa sɛ: Mewɔ asɛm bi meka kyerɛ wo. Na ɔse: Ka ɛ!

15 Na ɔkaa sɛ: Wo ara wonim sɛ anka ahennie no yɛ me dea, na me so na Israel nyinaa de wɔn ani toeɛ sɛ mɛdi hene, nanso ahennie no danee, na akɔyɛ me nua deɛ; na AWURADE na ɔde maa no.

16 Na afei adeɛ baako pɛ na merebisa no wo hɔ, na nkame me. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ!

17 Na ɔse: Mesrɛ wo, ka kyerɛ Ɔhene Salomo, na ɔrenkame wo, na ɔmfa Sunamni Abisag mma me aware.

18 Na Batseba kaa sɛ: Yoo, mɛka makyerɛ ɔhene mama wo.

19 Ɛnna Batseba baa Ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔde Adoniya dwantoa rebrɛ no. Na ɔhene sɔre kɔhyiaa no, na ɔbɔɔ ne mu ase maa no, na ɔtenaa n’adwa so; na wɔde adwa sii hɔ maa ɔhene na, na ɔtenaa ne nifa so.

20 Na ɔkaa sɛ: Ade ketewa bi na merebɛbisa no wo hɔ, na nkame me. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Awo, bisa, na merenkame wo.

21 Na ɔse: Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nua Adoniya awareɛ.

22 Na Ɔhene Salomo bua see ne na sɛ: Na adɛn nti na wobisa Sunamni Abisag awareɛ ama Adoniya? Bisa ahennie no nso ma no, na ɔno ne me nua panin, na Ɔsɔfoɔ Abiatar ne Seruia ba Yoab nso wɔ n’afa.

23 Ɛnna Ɔhene Salomo kaa AWURADE ntam sɛ: Onyankopɔn nyɛ me sei na ɔnkɔ so saa, sɛ Adoniya asɛm a waka yi nti wɔakum no a.

24 Na afei, sɛ AWURADE a wama matim, na ɔde me atena m’agya Dawid adwa soɔ, na wakyekyere fie ama me sɛdeɛ ɔkaeɛ no te aseɛ yi, ɛnnɛ ara wɔbɛkum Adoniya.

25 Na Ɔhene Salomo somaa Yoiada ba Benaia maa no kɔkumm no.

26 Na Ɔsɔfoɔ Abiatar nso, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ Anatot, wo ara w’asase so, na woyɛ owuo ba. Na ɛnnɛ yi deɛ, merenku wo, ɛfiri sɛ woasoa AWURADE Nyankopɔn adaka no m’agya Dawid anim, na wohunuu amane nso wɔ deɛ m’agya hunuu mu amaneɛ nyinaa mu.

27 Saa na Salomo tuu Abiatar sɛ ɔnnni AWURADE sɔfoɔ bio, na ɔnam yei so maa AWURADE asɛm a ɔkaa Eli fie ho wɔ Silo no baa mu.

28 Na asɛm no duruu Yoab nkyɛn; na Yoab adane akɔdi Adoniya akyi, na Absalom akyiri deɛ, wannane ankɔdi; na Yoab dwane kɔɔ AWURADE ntomadan mu kɔsɔɔ afɔrebukyia mmɛn no mu.

29 Na wɔbɛka kyerɛɛ Ɔhene Salomo sɛ: Yoab adwane kɔ AWURADE ntomadan mu, na hwɛ, wakɔsɔ afɔrebukyia no ho mmɛn no mu. Na Salomo somaa Yoiada ba Benaia sɛ: Kɔku no.

30 Na Benaia kɔɔ AWURADE ntomadan no mu kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Firi adi! Na ɔse: Dabi, na ɛha na mɛwuo. Na Benaia sane bɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛdeɛ Yoab aka nie, na sɛdeɛ wabua me nie.

31 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, na kɔku no, na sie no, na yi mogya a Yoab ahwie agu kwa no ho afodie firi me ne m’agya fie so.

32 Na AWURADE mma ne mogya mmua n’atifi, sɛ ɔkumm mmarima baanu a wɔtene a wɔyɛ sene no, na ɔde nkrantɛ dii wɔn awuo: Ner ba Abner, Israel sahene ne Yeter ba Amasa, Yuda sahene no berɛ a m’agya Dawid nnim ho bie.

33 Na wɔn mogya nsane mmɛbua Yoab atifi ne n’asefoɔ, atifi nkɔsi daa, na Dawid ne n’asefoɔ ne ne fie ne n’adwa nnya AWURADE nkyɛn asomdwoeɛ daa.

34 Na Yoiada ba Benaia foro kɔkumm no; na wɔsiee no ne fie wɔ ɛserɛ so.

35 Na ɔhene de Yoiada ba Benaia sii n’ananmu dii ɛdɔm no so, na Ɔsɔfoɔ Sadok nso, ɔhene de no sii Abiatar ananmu.

36 Na ɔhene soma maa wɔkɔhyiaa Simei bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Si dan wɔ Yerusalem fa, na tena hɔ, na mfiri hɔ nkɔ baabiara,

37 na da a wobɛfiri adie akɔtwa Kidron subonhwa no, hunu sɛ, wuo na wobɛwuo, na wo mogya bɛbua w’atifi.

38 Na Simei ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛyɛ; sɛdeɛ me wura ɔhene aka no, saa ara na w’akoa bɛyɛ. Na Simei tenaa Yerusalem nna pii.

39 Na mfeɛ mmiɛnsa akyiri no, Simei nkoa baanu dwane kɔɔ Gathene Maaka ba Akis nkyɛn. Na wɔbɛka kyerɛɛ Simei sɛ: Hwɛ, wo nkoa no wɔ Gat.

40 Na Simei sɔre hyehyɛɛ n’afunumupɔnkɔ, na ɔsii mu kɔɔ Gat, Akis nkyɛn sɛ ɔrekɔhwehwɛ ne nkoa no; na Simei kɔ kɔfaa ne nkoa no firii Gat bae.

41 Na wɔbɛka kyerɛɛ Salomo sɛ: Simei afiri Yerusalem akɔ Gat, na wasane aba.

42 Na ɔhene soma maa wɔkɔfaa Simei bae sɛ: Manka wo AWURADE ntam manni wo adanseɛ sɛ da a wobɛfiri adi akɔ baabiara no, hunu sɛ wuo na wobɛwuo? Na woka kyerɛɛ me sɛ: Ɛyɛ, mate.

43 Adɛn nti na woanni AWURADE ntam ne mmara a mehyɛɛ woɔ no soɔ?

44 Na ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: Wo ara wonim, w’akomam, bɔne a wode yɛɛ m’agya Dawid no nyinaa, na AWURADE adane wo bɔne no agu w’atifi.

45 Na nhyira bɛka Ɔhene Salomo, na Dawid adwa bɛtim AWURADE anim akɔsi daa.

46 Na ɔhene hyɛɛ Yoiada ba Benaia, na ɔfirii adi kɔkumm no.

Na ahennie no tim Salomo nsam.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 3

Salomo bisa Awurade hɔ nyansa

1 Na Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ awareɛ apam. Na ɔfaa Farao babaa waree, ɔde no baa Dawid kuro mu kɔsii sɛ ɔwiee ne dan ne AWURADE dan ne Yerusalem ho fasuo no toɔ.

2 Na ɔman no da so bɔ afɔdeɛ sorɔnsorɔmmea ara, ɛfiri sɛ na wɔnsii dan biara mmaa AWURADE din.

3 Na Salomo nam n’agya Dawid ahyɛdeɛ no mu dɔ AWURADE, nanso ɔbɔ afɔdeɛ na ɔhye aduhwam sorɔnsorɔmmea no so.

4 Na ɔhene kɔɔ Gibeon sɛ ɔrekɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɛno ne sorɔnsorɔnbea kɛseɛ. Ɔhyeɛ afɔdeɛ apem na Salomo bɔɔ no afɔrebukyia no soɔ.

5 Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo anadwo daeɛ mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kaa sɛ: Srɛ deɛ menyɛ mma woɔ.

6 Na Salomo se: Wo na woyɛɛ w’akoa m’agya Dawid adɔeɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔnantee w’anim nokorɛ ne tenenee mu, ne wo ho akoma mu teeyɛ mu, na wode adɔeɛ kɛseɛ yi asie ama no, na woama no ɔba a ɔte n’adwa soɔ, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

7 Na afei, ao AWURADE me Nyankopɔn, wo na woasi w’akoa ɔhene asi m’agya Dawid ananmu, na me deɛ, meyɛ abɔfra ketewa, mennim adifire ne emuba.

8 Na w’akoa wɔ wo man a woayi wɔn, ɔman kɛseɛ a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan wɔn mmu wɔn ano no mu.

9 Enti ma w’akoa nteaseɛ adwene na memfa memmu wo man atɛn, na menhunu papa ne bɔne mu, na hwan na ɔbɛtumi abu wo man kɛseɛ yi atɛn?

10 Na ɛsɔɔ AWURADE ani, sɛ Salomo abisa asɛm yi.

11 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛsiane sɛ wobisaa asɛm yi, na woammisa nna dodoɔ amfa, na woammisa ahonyadeɛ amfa, nso woammisa w’atamfo nkwa, na mmom wobisa nhunumu, a wode bɛtie atemmuo yi,

12 hwɛ, mayɛ sɛdeɛ w’asɛm no seɛ. Hwɛ, mama wo nyansa ne nhunumu adwene a obiara a ɔdii w’anim nte sɛ woɔ, na w’akyiri nso, obiara rensɔre a ɔsɛ woɔ.

13 Afei deɛ wommisaeɛ no mama wo, ahonya ne animuonyam a ahemfo mu biara rento woɔ wo nna nyinaa mu.

14 Na sɛ wonante m’akwan mu na wodi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm so sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ a, mɛma wo nna aware.

15 Na Salomo nyanee, na hwɛ, ɛyɛ daeɛ. Na ɔbaa Yerusalem, na ɔbɛgyinaa AWURADE apam adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔtoo ne nkoa nyinaa pono.

Salomo atemmuo bi

16 Ɛberɛ no mu no, mmaa nnwamamfoɔ mmienu bi baa ɔhene nkyɛn bɛgyinaa n’anim.

17 Na ɔbaa baako kaa sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, me ne ɔbaa yi te fie koro mu, na mewoo ba wɔ ne nkyɛn efie hɔ.

18 Na ɛbaa sɛ mewoeɛ akyiri nnansa no, ɔbaa yi nso woe, na yɛwɔ faako ara, ɔhɔhoɔ bi nka yɛn ho efie hɔ gye yɛn mmienu pɛ na yɛwɔ efie no mu.

19 Na ɔbaa yi ba no wuu anadwo, ɛfiri sɛ ɔdaa ne so.

20 Na ɔsɔree ɔdasuo mu bɛfaa me ba no wɔ me nkyɛn, nso na w’afenaa ada, na ɔde no too ne kokom, na ɔde ne ba a wawuo no bɛtoo me kokom.

21 Na mesɔree anɔpa sɛ merema me ba nufoɔ no, na hwɛ, wawu. Na mehwehwɛɛ ne ho anɔpa no, na hwɛ, ɛnyɛ me ba a mewoo no a.

22 Na ɔbaa baako no se: Dabi, na me ba ne ɔteasefoɔ no, na wo ba ne owufoɔ no. Na oyi se: Dabi, na wo ba ne owufoɔ no, na me ba ne ɔteasefoɔ no. Na wɔkasakasaa ɔhene anim hɔ.

23 Ɛnna ɔhene kaa sɛ: Oyi se: Me ba ne ɔteasefoɔ no, na wo ba ne owufoɔ no; na oyi se: Dabi, na wo ba ne owufoɔ no, na me ba ne ɔteasefoɔ no.

24 Na ɔhene kaa sɛ: Mommrɛ me nkrantɛ. Na wɔde nkrantɛ baa ɔhene anim.

25 Na ɔhene kaa sɛ: Monkyɛ abɔfra a ɔte aseɛ no mu mmienu, na momfa ɔfa mma ɔbaako, na momfa ɔfa mma ɔbaako.

26 Ɛnna ɔbaa a ne ba ne ɔteasefoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Me wura, mepa wo kyɛw, momfa akwadaa teasefoɔ no mma no, na kum deɛ, monnku no! Ɔkaa saa, ɛfiri sɛ na ne yam hyehye no ne ba no ho. Ɔbaako no nso kaa sɛ: Mma no nnyɛ me deɛ, nso ɔnnyɛ wo deɛ, monkyɛ mu!

27 Ɛnna ɔhene buaa sɛ: Momfa akwadaa teasefoɔ no mma ɔbaa a ɔdi kan no, na kum deɛ wɔnnku no, ɔne ne na.

28 Na Israel nyinaa tee atɛn a ɔhene buiɛ no, wɔsuroo ɔhene anim, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ, Nyankopɔn nyansa wɔ ne mu a ɔde bu atɛn.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 4

Salomo mpanimfoɔ

1 Na Ɔhene Salomo di Israel nyinaa so hene.

2 Na yeinom ne ne mmapɔmma: Sadok ba Ɔsɔfoɔ Asaria;

3 Sisa mma Elihoref ne Ahia yɛ atwerɛfoɔ; Ahilud ba Yosafat ne ɔsɛnkaefoɔ;

4 Yoiada ba Benaia di asraadɔm no so, na Sadok ne Abiatar di asɔfoɔ;

5 Natan ba Asaria di toɔ sohwɛfoɔ so, na Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfoɔ ne ɔhene adamfo;

6 na Ahisar di ahemfie so, na Abda ba Adoniram di wɔn a wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ adwuma so.

7 Na Salomo wɔ toɔ sohwɛfoɔ dummienu Israel nyinaa so a wɔhwɛ ɔhene ne ne fie aduane soɔ; afirinhyia mu bosome baako wɔn mu biara ma aduane.

8 Wɔn din nie: Hur ba wɔ Efraim bepɔ so;

9 Deker ba wɔ Makas ne Saalbim ne Bat-semes ne Elon-bet-anan;

10 Hesed ba wɔ Arubot, (ne deɛ ne Soko ne Hefer asase nyinaa);

11 Abinadab ba wɔ Nafat-dor nyinaa. (Ɔwaree Salomo babaa Tafat).

12 Ahilud ba Baana wɔ Taanak ne Megido ne Bet-sean a ɛwɔ Saretan nkyɛn mu nyinaa Yesreel ase, de firi Bet-sean kɔduru Abel-mehola, de kɔ Yokmeam akyi;

13 Geber ba wɔ Ramot-gilead, (ne deɛ ne Manase ba Yair atenaeɛ a ɛwɔ Gilead no, ne deɛ nso ne Argob asase a ɛwɔ Basan, nkuro akɛseɛ aduosia a ɛho wɔ afasuo ne kɔbere mfrafraeɛ adaban);

14 Ido ba Abinadab wɔ Mahanaim;

15 Ahimaas wɔ Naftali; (ɔno nso faa Salomo ba Basmat wareɛ);

16 Husai ba Baana wɔ Aser ne Alot;

17 Parua ba Yehosafat wɔ Isakar;

18 Ela ba Simei wɔ Benyamin;

19 Uri ba Geber wɔ Gilead asase so, Amorifoɔ hene Sihon ne Basanhene Og asase so, na toɔ sohwɛfoɔ baako na ɔwɔ Yuda asase no soɔ.

20 Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano anwea dodoɔ, wɔdidi na wɔnom, na wɔn ani gye.

Salomo tumi

21 Na Salomo dii aman yi so firi Asubɔntene Eufrate ano kɔsi Filistifoɔ asase so ne Misraim hyeɛ so. Wɔde apeatoɔ ba na wɔsomm Salomo ne nkwa nna nyinaa.

22 Na Salomo da koro aduane yɛ esiam pa susukoraa aduasa ne ayuosiam susukoraa aduosia;

23 anantwie a wɔadorɔ du ne adidibea anantwie aduonu ne nnwan ɔha, ɛsono aforoteɛ, nnowa, awansane ne nnomaa a wɔadorɔ.

24 Na ɔdi asubɔnten no atɔeɛ ahemfo a wɔwɔ asubɔnten no fa ha nyinaa so tumi firi Tifsa bɛduru Gasa, na ɔnyaa asomdwoeɛ n’ahyeɛ nyinaa so hyiae.

25 Na Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmaako mmaako firi Dan kɔsi Beer-seba, Salomo nna nyinaa.

26 Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem aduanan ma ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefoɔ mpem dummienu.

27 Na ɛtoɔ sohwɛfoɔ no hwɛɛ aduane so maa Ɔhene Salomo ne wɔn a wɔbaa Ɔhene Salomo pono ho nyinaa, obiara wɔ ne bosome mu; wɔmma hwee nka.

28 Na atokoɔ ne ɛserɛ a wɔde ma apɔnkɔ ne apɔnkɔ ahoɔharefoɔ nso, wɔde baa faako a wɔwɔ hɔ, wɔn nyinaa sɛdeɛ wɔahyehyɛ ama wɔn no.

Salomo nyansa

29 Na Onyankopɔn maa Salomo nyansa ne nhunumu bebree pa ne adwene a emu trɛ sɛ mpoano anwea.

30 Na Salomo nyansa dɔɔso sene apueeɛ mma nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa.

31 Na ɔnim nyansa sene nnipa nyinaa, ɔsene Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mma no, na ne din hyetae wɔ amanaman nyinaa mu.

32 Na ɔbubuu mmɛ mpensa, na ne nnwom yɛ apem ne nnum.

33 Na ɔkasaa nnua ho firi tweneduro a ɛwɔ Lebanon so kɔsii adwera a ɛfifiri ɔfasuo mu so, na ɔkaa mmoa ne nnomaa ne wɔn a wɔwea ne mpataa ho asɛm.

34 Na amanaman nyinaa mu bi baa sɛ wɔrebɛtie Salomo nyansa, wɔfirii asase so ahemfo a wɔtee ne nyansa no nyinaa nkyɛn bae.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 5

Asɔrefie sie ho ahoboaboa

1 Na Tirohene Hiram somaa ne nkoa maa wɔbaa Salomo nkyɛn, ɛberɛ a ɔtee sɛ wɔasra no ngo asi no hene n’agya ananmu; ɛfiri sɛ Hiram dɔɔ Dawid daa.

2 Na Salomo soma maa wɔkɔɔ Hiram nkyɛn sɛ:

3 Wo ara wonim m’agya Dawid sɛ ɛdɔm a ɛtwaa ne ho hyiaeɛ nti, wantumi ansi ɛdan amma AWURADE ne Nyankopɔn din de kɔsii sɛ AWURADE de wɔn hyɛɛ ne nan aseɛ.

4 Na afei AWURADE me Nyankopɔn ama me ɔhome afa nyinaa; ɔtamfoɔ biara nni hɔ, na asiane biara nni hɔ.

5 Na hwɛ, mese merebɛsi ɛdan mama AWURADE me Nyankopɔn din, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid no sɛ: Wo ba a mede no bɛsi w’ananmu atena w’adwa soɔ no, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din.

6 Na afei hyɛ na wɔmmu ntweneduro mfiri Lebanon mma me, na me nkoa bɛba abɛka wo nkoa ho, na mede wo nkoa apaadeɛ bɛma wo, sɛdeɛ wobɛka nyinaa; na wo ara wonim sɛ obi nni yɛn mu a ɔnim nnuabuo sɛ Sidonfoɔ.

7 Na Hiram tee Salomo nsɛm no, n’ani gyee sɛ, na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE nnɛ, sɛ wama Dawid ɔba nyansafoɔ de no asi ɔman kɛseɛ yi soɔ.

8 Na Hiram soma maa wɔbaa Salomo nkyɛn sɛ: Mate deɛ enti wosoma maa wɔbaa me nkyɛn no; me deɛ, mɛyɛ deɛ wopɛ nyinaa ntweneduro nnua ne papea nnua fam.

9 Me nkoa de bɛfiri Lebanon asiane aba mpoano, na makyekyere no ntɛneani ɛpo so mabɛduru deɛ wobɛma wɔaka akyerɛ me no, na masanesane no hɔ, na wo nso woama wɔabɛfa akɔ. Na wo nso yɛ deɛ mepɛ ma me, sɛ wobɛma me fie aduane.

10 Ɛnna Hiram maa Salomo ntweneduro ne papea nnua sɛdeɛ ɔpɛ nyinaa.

11 Na Salomo maa Hiram ayuo susukoraa mpem du, sɛ ne fie aduane, ne ngo kronkron susukoraa ɔpeduonu; saa na Salomo maa Hiram afe biara.

12 Na AWURADE maa Salomo nyansa sɛdeɛ ɔhyɛɛ no bɔ no; na asomdwoeɛ daa Hiram ne Salomo ntam, na wɔn baanu pamee.

13 Na Ɔhene Salomo gyee Israel nyinaa hɔ adwumatoɔ, na ɛtoɔ no yɛ nnipa mpem aduasa.

14 Na ɔsomaa wɔn Lebanon, nnipa mpem du bosome biara maa wɔdii no nnyegyeɛ, wɔdi bosome Lebanon, na wɔdi abosome mmienu efie; na Adoniram na na ɔdi toɔ adwuma no soɔ.

15 Na Salomo wɔ nnesoasoafoɔ mpem aduɔson ne nnuatwafoɔ mpem aduɔwɔtwe bepɔ no so,

16 ɛsono Salomo ahwɛfoɔ mpemsa ahasa a wɔdi adwumafoɔ no soɔ.

17 Na ɔhene hyɛ maa wɔpaee aboɔ akɛseɛ, aboɔ a ne boɔ yɛ den aboɔ a wɔasensene sɛ wɔde bɛto ɛdan no fapem.

18 Na Salomo abantofoɔ ne Hiram abantofoɔ ne Gebalfoɔ no sensenee, na wɔsiesiee nua ne aboɔ sɛ wɔde bɛsi ɛdan no.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 6

Asɔrefie no sie

1 Na Israelfoɔ firi Misraim asase so baeɛ no akyi, afe a ɛtɔ so ahanan aduɔwɔtwe so, Salomo dii Israel so hene afe a ɛtɔ so nnan mu bosome Siw a ɛne bosome a ɛtɔ so mmienu (a ɛte sɛ Kɔtɔnimma) no soɔ no, ɔfitii aseɛ sii AWURADE dan no.

2 Na ɛdan a Ɔhene Salomo si maa AWURADE no, basafa aduasa ne ne ntwemu, na basafa du ne ne tɛtrɛtɛ, na basafa dunum ne ne korɔn.

3 Na ntwonoo a ɛwɔ asɔrefie dan no anim no, basafa du ne ne ntwemu, sɛdeɛ ɛdan no trɛ no teɛ no, basafa nnum ne ne trɛ ɛdan no anim.

4 Na ɔyɛɛ ɛdan no ho mpomma a emu aniahunuankansa tintim mu.

5 Na ɔtotoo ɛdan no fasuo ho ban de twaa ho hyiae, na asɔredan no ara ne mpiakyire no ho, na ɔyɛɛ no mpia mpia hyiae:

6 Aseɛ pa ara pia yɛ basafa mmienu ne fa ne ne tɛtrɛtɛ; na mfimfini deɛ yɛ basafa mmiɛnsa, na deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ basafa mmiɛnsa ne fa; na ɔyɛɛ ɛdan no akyi mmamma hyiae, na mpuna no anhyɛne ɛdan no afasuo mu.

7 Na wɔresi ɛdan no, wɔde aboɔ amuamu a wɔasiesie firi abotubea na ɛsiiɛ. Na wɔresie no, wɔante asaeɛ anaa pɛeɛ anaa dwinnadeɛ biara nka ɛdan no ho.

8 Aseɛ pia no pono wɔ ɛdan no anafoɔ fam, na wɔforo ntwedeɛ nkyinkyimiiɛ kɔ mfimfini deɛ no mu, na wɔfiri mfimfini deɛ no mu kɔ deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.

9 Na ɔsii ɛdan no wieeɛ no, ɔde tweneduro mpuna ne ntaaboɔ kataa ɛdan no so.

10 Na ɔsisii nsamsoɔ twaa ɛdan no ho nyinaa hyiae, basafa mmienu ne fa ne ne korɔn, na wɔde tweneduro mpuna guu ɛdan no so.

11 Na AWURADE asɛm baa Salomo nkyɛn sɛ:

12 Ɛdan yi a woresie yi, sɛ wonante m’ahyɛdeɛ mu na woyɛ m’atemmudeɛ na wodi me mmara nsɛm nyinaa so sɛ wobɛnante mu a, ɛnneɛ mɛma m’asɛm a meka mekyerɛɛ w’agya Dawid no agyina ama wo.

13 Na mɛtena Israelfoɔ mu, na merennya me man Israel.

14 Na Salomo sii ɛdan no wiee.

Ɛdan no mu Nsiesie

15 Na ɔde tweneduro ntaaboɔ penam ɛdan no afasuo ho wɔ mu, ɔde nnua kataa mu firi ɛdan no fam kɔsi nsamsoɔ ani, na ɔde papea ntaaboɔ sam ɛdan no fam.

16 Na ɔde tweneduro ntaaboɔ sii ɛdan no akyiri fam basafa du, firi fam kɔpem nsamsoɔ mpuna, na ɔsii de emu yɛɛ mpiakyire, ɛne kronkronkronbea no.

17 Na kronkronbea a ɛwɔ kronkron mu kronkron no anim no yɛ basafa aduonu.

18 Na ɛdan no mu tweneduro ntaaboɔ no anim no, wɔdii so ntoa ne nhwiren a ahanehane adwini; ne nyinaa yɛ tweneduro, wɔanhunu ɔboɔ biara.

19 Na ɔsiesiee mpiakyire no ɛdan no mu, sɛ wɔmfa AWURADE apam adaka no nsi hɔ.

20 Na mpiakyire no mu kwan deɛ, basafa du ne ne ntwemu, na basafa du yɛ ne tɛtrɛtɛ, na basafa du ne ne korɔn; na ɔde sika amapa duraa mu, na ɔde tweneduro kataa afɔdeɛ pono no ho hyiae.

21 Na Salomo de sika amapa duraa ɛdan no mu, na ɔde sika nkɔnsɔnkɔnsɔn twaa mpiakyire no anim, na ɔduraa ho sika.

22 Na ɛdan no nyinaa, ɔde sika duraa mu kɔsii sɛ ɛhyiaa ɛdan no nyinaa mu; na afɔdeɛ pono a ɛwɔ mpiakyire no, ɔde sika duraa ho nyinaa.

23 Na mpiakyire no mu hɔ no, ɔde ngodua yɛɛ kerubim mmienu, a basafa nnum ne ebiara tentene.

24 Na kerub no ntaban baako yɛ basafa mmienu ne fa, na kerub no ntaban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa, ɛfiri ne ntaban baako ano kɔsi ne ntaban baako ano yɛ basafa nnum.

25 Na kerub a ɔtɔ so mmienu no nso yɛ basafa nnum; kerubim mmienu no nyinaa tentene pɛ, na wɔn su nso yɛ pɛ.

26 Kerub baako tentene yɛ basafa nnum, na kerub baako no nso saa ara.

27 Na ɔde kerubim no sisii akyire dan no mu, na kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu. Ɔbaako ntaban ka ɔfasuo, na ɔbaako ntaban ka ɔfasuo baako no nso, na wɔn ntaban no hyia ɛdan no mfimfini, ntaban pem ntaban anim.

28 Na ɔde sika duraa kerubim no ho.

29 Na ɔdii ɛdan no afasuo no nyinaa ho adwini hyiae, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane na wɔhunu wɔ pia no mu ne asa no so.

30 Na ɛdan no fam nso, ɔde sika duraa hɔ, pia no mu ne asa no so.

31 Na mpiakyire no ano no, ɔde ngodua yɛɛ aponta too hɔ; ɛfiri aponnwa no atifi kɔsi ne nkyɛn mu yɛ ɔfasuo no mu abupɛn nnum mu baako;

32 na ngodua apono mmienu no, ɔdii so adwini, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane, na ɔde sika duraa ho, na ɔde sika kataa kerubim ne mmɛ no ho.

33 Saa ara nso na ɔde ngodua yɛɛ asɔredan no ano aponnwa no, ahinanan soɔ.

34 Na ɔde papea nnua yɛɛ apono mmienu, ɛpono baako wɔ afa mmienu a ɛtumi danedane, na ɛpono baako nso wɔ afa mmienu a ɛtumi danedane;

35 na ɔdii so adwini, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane; na ɔde sika duraa ho, na ɔkeka tintim nkurukyireeɛ no mu.

36 Na ɔyɛɛ emu fam abannwa no, aboɔ a wɔasensene kyerɛpɛn mmiɛnsa ne tweneduro mpuna kyerɛpɛn baako.

37 Afe a ɛtɔ so nnan bosome Siw (a ɛte se Kɔtɔnimma) mu na wɔtoo AWURADE dan no fapem.

38 Na afe a ɛtɔ so dubaako bosome Bul a ɛne bosome a ɛtɔ so nwɔtwe (a ɛte sɛ Obubuo) no mu na wɔwiee efie no, ɛho nnoɔma ne ne yɛbea nyinaa fam. Mfeɛ nson na wɔde siiɛ.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 7

Ahemfie no sie

1 Na Salomo no ara ne fie deɛ, mfeɛ dummiɛnsa ansa na ɔrewie efie no nyinaa sie.

2 Ɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no, basafa aduonum ne ne ntwemu, na basafa aduonu nnum ne ne trɛ, na basafa dunum ne ne korɔn; ɛwɔ ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro mpuna gu so;

3 na wɔde tweneduro samm soro, nkyɛn mu mpia a ɛwowɔ adum no soɔ no so, ɛyɛ aduanan nnum a dunum yɛ kyerɛpɛn baako.

4 Na nsamsoɔ mpuna yɛ kyerɛpɛn mmiɛnsa, na mpomma kyerɛkyerɛ mpomma anim ahodoɔ mmiɛnsa.

5 Na apono no ne aponnwa no nyinaa yɛ mpuna ahinanan, na mpomma hwehwɛ mpomma anim ahodoɔ mmiɛnsa.

6 Na ɔyɛɛ Adum Abrannaa a ne tentene yɛ basafa aduonu nnum ne ne ntwemu yɛ basafa dunum ne ne trɛ; na abrannaa bi wɔ anim, na adum ne ntwedeɛ wɔ anim.

7 Na ɔyɛɛ Ahennwa Abrannaa a ɛhɔ na ɔbu atɛn, atemmuo abrannaa no; na ɔde tweneduro kataa fam nyinaa.

8 Na ne dan a ɔte mu no, ɛne abannwa a ɛwɔ abrannaa no mu no yɛbea te, yɛ pɛ ara. Na ɔsii ɛdan nso maa Farao babaa a ɔwaree no no.

9 Yeinom nyinaa yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, wɔasusu no sɛ aboɔ a wɔasene no ahinanan, wɔde ɛwan na ɛtwaeɛ, ɛwowɔ emu fam ne akyire fam, firi fapem so kɔpem atifi, na ɛfiri akyire fam kɔsi abannwa kɛseɛ no so.

10 Na fapem no yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, aboɔ akɛseɛ, basafa nnum nnum aboɔ ne basafa nnan nnan aboɔ.

11 Na ɛso a wɔtoeɛ no yɛ aboɔ a ne boɔ yɛ den, wɔasusu no sɛ aboɔ a wɔasene no ahinanan, ɛne ntweneduro.

12 Na abannwa kɛseɛ a ɛtwa hyia no yɛ aboɔ a wɔasene kyerɛpɛn mmiɛnsa ne ntweneduro mpuna kyerɛpɛn baako; na AWURADE fie no mu fam abannwa no ne ɛdan no abrannaa no te saa ara.

Hiram adwinneɛ

13 Na Ɔhene Salomo soma maa wɔkɔfaa Hiram firii Tiro baeɛ;

14 ɔyɛ Naftali abusuakuo mu ɔbaa kunafoɔ bi ba, na n’agya yɛ Tironi a ɔyɛ kɔbere mfrafraeɛ dwumfoɔ; na nyansa ne nhunumu ne kɔbere mfrafraeɛ adwinnie ho nimdeɛ nyinaa ahyɛ no ma; na ɔbaa Ɔhene Salomo nkyɛn bɛdii n’adwini nyinaa maa no.

Kɔbere adum mmienu no

15 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ adum mmienu, baako tentene yɛ basafa nkron, na homa a ne tentene yɛ basafa nsia twa baako ho hyia, tokuro da mu, na emu pipiripie yɛ nsateaa nan. Dum a ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno ara.

16 Na ɔyɛɛ ntaasotire mmienu sɛ wɔmfa nsisi adum no atifi; ɔde kɔbere mfrafraeɛ na ɛguiɛ. Oduntire baako korɔn yɛ basafa mmienu ne fa, na baako no nso korɔn yɛ basafa mmienu ne fa.

17 Atena a wɔanwono a ɛyɛ ntweaban a wɔakyinkyim, ntaasotire a ɛwɔ adum no atifi no ho, nson wɔ oduntire baako ho, na nson nso wɔ baako no ho;

18 na ɔyɛɛ atoaa aba nsɛsoɔ kyerɛpɛn mmienu twaa atena no ho hyiae de kataa aduntire no so; saa na ɔyɛɛ oduntire baako no nso;

19 na ntaasotire a ɛwɔ adum no atifi no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko nhwiren, ntwonoo no ho, basafa mmienu;

20 na adum mmienu no so ntaasotire no wɔ soro nso, n’afuru a ɛwɔ atena no ho; na atoaa aba nsɛsoɔ ahanu, kyerɛpɛn kyerɛpɛn, twitwa oduntire baako no ho hyia.

21 Na ɔmemaa adum no so sisii asɔredan no ntwonoo no ano, na odum a ɔde sii anafoɔ no, ɔtoo no din Yakin,na odum a ɔde sii atifi no, ɔtoo no din Boas.

22 Na sukooko adwini wowɔ adum no atifi. Saa na ɔde wiee adum no ho adwuma no.

23 Na ɔyɛɛ dwaresɛn no, wɔgui, ɛfiri ano kɔpem ano yɛ basafa nnum, ɛyɛ kurukuruwa, na basafa mmienu ne fa ne ne korɔn, na basafa dunum homa twa ho hyia.

24 Na nkukuduuduu wɔ ano no aseɛ twa ho hyia, basafa nnum nnum twa ho hyia, ɛbɔ ɛpo no ho kɔntɔnkrɔn, kukuduuduu kyerɛpɛn mmienu, na wɔguu no ne guo ara mu.

25 Ɛtaa anantwie dummienu so: Mmiɛnsa hwɛ atifi fam, na mmiɛnsa hwɛ atɔeɛ, na mmiɛnsa hwɛ anafoɔ fam, na mmiɛnsa hwɛ apueeɛ; na ɛpo no taa wɔn so, na wɔn akyiri nyinaa wɔ emu fam.

26 Na ne pipiripie yɛ nsayam trɛ; na wɔyɛɛ ano sɛ kuruwa ano, te sɛ sukooko nhwiren a ahane. Ɛdi galɔn ɔpedu.

27 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ nsugyeɛ nnaka du, adaka no baako ntwemu yɛ basafa mmienu, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu, na ne korɔn yɛ basafa baako ne fa.

28 Na nnaka no yɛbea nie: Ɛwowɔ nhyehyɛmu ntrawantrawa na nhyehyɛmu no hyehyɛ n’adwa ntam;

29 na agyata, anantwie ne kerubim wowɔ adwa no ntam nhyehyɛmu no so, na nnyinasoɔ bi wɔ adwa no so soro. Na agyata ne anantwie no ase no wɔyɛɛ nhahamma nkyekyereeɛ a ɛsensɛne hɔ.

30 Na nnaka no wowɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan nnan nnan ne kɔbere mfrafraeɛ nhyɛmu dua, na ne nsisoɔ nan nnan no so wowɔ nsosɔmu nsa bi, wɔgui, dwaresɛn no ase, na nhahamma nkyekyereɛ wowɔ nkyɛn nkyɛn.

31 Na dwaresɛn no ano wɔ adakatire hankra no mu fam a ɛho so kakra anammɔn baako ne fa, na hankra no ano yɛ kurukuruwa, wɔyɛɛ no sɛ nnyinasoɔ anammɔn mmienu ne fa, na wɔdii adwini ano ano; na ne nhyehyɛmu ntrawantrawa no yɛ ahinanan, ɛnyɛ kurukuruwa.

32 Na ntwahonan nnan no wowɔ nhyehyɛmu ntrawantrawa no ase; na ntwahonan no nsa kurakura nnaka no mu, na ntwahonan no baako korɔn yɛ anammɔn mmienu ne fa;

33 na ntwahonan no yɛbea te sɛ teaseɛnam deɛ, ɛho nsa ne ne hankra ne ne mpadeɛ ne ne berɛmo nyinaa nso, wɔgui.

34 Na nsosɔmu nsa nnan wowɔ nnaka no ahinanan no ho, nnaka no mu ara na nsa no fifire.

35 Na nnaka no tiri no, wɔyeyɛɛ no nkurukuruwa nkurukuruwa hyiae, ne korɔn yɛ anammɔn baako, na nnakatire no so na ne nsa ne ne nhyehyɛmu ntrawantrawa a ɛfiri mu no wɔ.

36 Na ɔdii ne nsa no trɛ ne ne nhyehyɛmu ntrawantrawa no so adwini: Kerubim ne agyata ne mmɛ, sɛdeɛ ntam nnedahɔ teteɛ no, na nhahamma nkyekyereɛ twa ho hyia.

37 Saa na ɔyɛɛ nnaka du no, ne nyinaa yɛ gubea, nsusuiɛ ne suban korɔ.

38 Ɛnna ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn du, dwaresɛn baako di galɔn ahanan. Na dwaresɛn baako biara yɛ basafa mmienu; nnaka du no nyinaa, dwaresɛn no sisi so mmaako mmaako.

39 Na ɔde nnaka no nnum sisii ɛdan no anafoɔ fam, na ɔde nnum sisii atifi fam; na ɛpo no deɛ, ɔde sii ɛdan no anafoɔ fam, apueeɛ a ɛkyerɛ anafoɔ fam no.

Asɔredan no mu nsiesie nnoɔma

40 Na Hiram yɛɛ nnwaresɛn no, sesa adeɛ ne nkoraa. Na Hiram wiee adwuma a ɔyɛ maa Ɔhene Salomo, AWURADE fie ho no nyinaa yɛ,

41 adum mmienu no ne adum no atifi ntaasotire no apɔ mmienu no, ne atena mmienu a wɔde kataa adum no, atifi ntaasotire apɔ mmienu no ho no,

42 na atena mmienu no ho atoaa aba nsɛsoɔ ahanan no, atoaa aba nsɛsoɔ kyerɛpɛn mmienu yɛ atena baako deɛ, sɛ ɛnkata ntaasotire apɔ mmienu a ɛwowɔ adum no soɔ no ho,

43 ne nsugyeɛ nnaka du no so nnwaresɛn du no,

44 ne ɛpo baako, ne ɛpo no ase anantwie dummienu no;

45 ne nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa no.

Na nnoɔma a Hiram yɛ maa Ɔhene Salomo de maa AWURADE fie no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho.

46 Na ɔhene de kɔɔ Yordan ho asase so dɔteɛ mu wɔ Sukot ne Saretan ntam.

47 Na Salomo gyaee nnoɔma no nyinaa karie, ne dɔ a ɛdɔɔso nti; wɔanhunu kɔbere mfrafraeɛ no mu duro.

48 Na Salomo yɛɛ AWURADE fie nnoɔma no nyinaa, sika afɔrebukyia ne ɛpono a kyerɛ paanoo sisi soɔ no sika,

49 ne nkaneadua no, nnum wɔ nifa na nnum wɔ benkum, mpiakyire no anim no yɛ sika amapa, na ɛho nhwiren ne nkanea ne adaban no yɛ sika;

50 ne nyowa ne adumgya ne nkoraa ne nyowaa ne nsramma kukuwa no yɛ sika ara nko; na ɛdan no mu fam kronkronkronbea hɔ apono ne asɔredan apono no mpɛɛwa nso yɛ sika.

51 Na wɔwiee adwuma a Ɔhene Salomo yɛɛ no AWURADE fie ho no nyinaa. Na Salomo de n’agya Dawid akronkronneɛ, dwetɛ ne sika ne nnoɔma nnoɔma no, baa mu de bɛsiee AWURADE fie akoradeɛ mu.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 8

Asɔrefie no dwira

1 Ɛno na Salomo hyiahyiaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo mu atitire, Israel mma agyanom mmapɔmma nyinaa baa Ɔhene Salomo nkyɛn wɔ Yerusalem, sɛ wɔrekɔ akɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro Sion mu aba.

2 Na Israel mmarima nyinaa bɛhyiaa Ɔhene Salomo nkyɛn bosome Etanim a ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nson (a ɛte sɛ Ahinime) no mu nnapɔnna no mu.

3 Na Israel mpanimfoɔ nyinaa bae, na asɔfoɔ no bɛsoaa adaka no.

4 Na wɔde AWURADE adaka no ne ahyiaeɛ ntomadan no ne kronkronbea nnoɔma a ɛwɔ ntomadan no mu no nyinaa bae, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no na wɔde foro baeɛ.

5 Na Ɔhene Salomo ne Israel asafo a wɔabɛhyia ne nkyɛn no nyinaa ne no dii adaka no anim kunkumm nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan mmu ano bɔɔ afɔdeɛ.

6 Na asɔfoɔ no de AWURADE apam adaka no bɛsii n’afa, ɛdan no mpiakyire a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase.

7 Na kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kataa adaka no ne ɛho nnua no so.

8 Na nnua no woware maa wɔhunuu nnua no ti kronkronbea hɔ wɔ mpiakyire no anim; na wɔnhu no adihɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.

9 Biribiara nni adaka no mu, gye aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu Horeb, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba a AWURADE ne Israelfoɔ pameeɛ no.

10 Na asɔfoɔ no firii kronkronbea hɔ firii adie no, mununkum bɛhyɛɛ AWURADE dan no ma.

11 Na mununkum no nti amma asɔfoɔ no antumi annyina ansom, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam ahyɛ AWURADE dan no ma.

12 Ɛno na Salomo kaa sɛ:

AWURADE de owia asi soro, nanso ɔbɛtena esum kabii mu.

13 Sie na masi ɛdan mayɛ no tenabea mama woɔ,

baabi a wobɛtena hɔ daa.

Salomo kasa kyerɛ Ɔman no

14 Na ɔhene danee n’ani, na ɔhyiraa Israel asafo no nyinaa, na Israel asafo no nyinaa gyinagyina hɔ.

15 Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama no aba mu sɛ:

16 Ɛfiri da a mekɔyii me man Israel firii Misraim baeɛ no, manyi Israel mmusuakuo nyinaa mu kuro bi sɛ wɔnsi ɛdan, na me din ntena hɔ; na mafa Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.

17 Na ɛwɔ m’agya Dawid akoma mu sɛ anka ɔbɛsi ɛdan ama AWURADE Israel Nyankopɔn din.

18 Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Sɛ ɛwɔ w’akoma mu sɛ anka wobɛsi ɛdan ama me din yi, woayɛ no yie deɛ,

19 nanso ɛnyɛ wo na wobɛsi ɛdan no, na mmom wo ba a ɔfiri w’asene mu, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din.

20 Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaeɛ no atim, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, atena Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi ɛdan no mama AWURADE, Israel Nyankopɔn din,

21 na mayɛ hɔ afa bi mama adaka a apam a AWURADE de yɛn agyanom firi Misraim asase so reba no, ɔne wɔn pameeɛ no wɔ mu no.

Salomo Mpaebɔ

22 Na Salomo gyinaa AWURADE afɔrebukyia anim, Israel asafo nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kɔɔ soro

23 kaa sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni ɔsoro a ɛwɔ atifi ne asase so ɛfam, sɛ wo a wokora apam ne adɔeɛ ma wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim no.

24 Wo na woakora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa m’agya Dawid no ama no; wode w’ano na ɛkaeɛ, na wode wo nsa ama no aba mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

25 Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora deɛ woaka akyerɛ w’akoa m’agya Dawid so no ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ mmmɔ no wo m’anim, hwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan, sɛ wɔbɛnante m’anim sɛdeɛ wonantee m’anim no.

26 Na afei, Israel Nyankopɔn, ma wo nsɛm a woka kyerɛɛ w’akoa m’agya Dawid no ntim ɛ!

27 Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!

28 Nanso dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie nteamu ne mpaeɛ a w’akoa rebɔ no w’anim nnɛ yi,

29 sɛ wobɛbue w’ani akyerɛ ɛdan yi anadwo ne awia, sɛdeɛ wokaa sɛ: Me din bɛtena hɔ no, na woatie mpaeɛ a w’akoa rebɔ kyerɛ ha yi.

30 Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotosrɛ a wɔde rebɔ mpaeɛ ha yi, na wo deɛ, tie no wo tenabea ɔsoro, na wote a, fa kyɛ!

31 Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔrebukyia anim efie yi mu a,

32 ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛbu ɔbɔnefoɔ fɔ ama ne kwan abua n’atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.

33 Sɛ wɔka wo man Israel gu wɔn atamfoɔ anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsane ba wo nkyɛn bɛbɔ wo din, na wɔbɔ wo mpaeɛ na wɔkoto srɛ wo efie yi mu a,

34 ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne kyɛ, na sane wɔn bra asase a wode maa wɔn agyanom no so.

35 Sɛ wɔto ɔsoro mu na osuo ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔbɛbɔ mpaeɛ kyerɛ wɔ ha yi na wɔbɔ wo din, na wɔsane firi wɔn bɔne no ho, sɛ wɔabrɛ wɔn ase nti a,

36 ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne kyɛ, na kyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa soɔ, na ma osuo ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapadeɛ no so.

37 Sɛ ɛkɔm ba asase yi so oo, ɔyaredɔm ba oo, ɛhoɔ, ɛpoɔ, ntutummɛ, mmɛbɛ ba oo, sɛ wɔn atamfoɔ bɛhiahia wɔn ho wɔn kuro apono asase so oo, ɔhaw biara oo, yadeɛ biara oo,

38 mpaebɔ biara, nkotosrɛ biara a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa wɔ no, sɛ obiara bɛhunu n’akoma mu yea, na ɔbɛtrɛ ne nsa mu kyerɛ efie yi a,

39 wo ara tie wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ na fa kyɛ, na yɛ ma onipa no sɛdeɛ n’akwan nyinaa teɛ, sɛdeɛ wohunu n’akomam no; na wo ara wo nko na wonim nnipa mma nyinaa akoma mu,

40 deɛ ɛbɛyɛ na wɔasuro woɔ, nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no soɔ no nyinaa.

41 Afei nso, ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel mu na wo din nti ɔfiri akyirikyiri asase bi so aba,

42 (ɛfiri sɛ wɔbɛte wo din kɛseɛ ne wo nsa denden ne wo basa a woama so no nka), sɛ ɔba bɛbɔ mpaeɛ kyerɛ ɛdan yi a,

43 wo ara tie wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ sɛdeɛ ɔhɔhoɔ no su frɛ woɔ no nyinaa, deɛ ɛbɛyɛ na asase so aman nyinaa ahunu wo din na wɔasuro woɔ, sɛ wo man Israel, na wɔahunu sɛ, wo din na wɔde frɛ ɛdan a masie yi.

44 Sɛ wo man firi adi ne wɔn atamfoɔ kɔdi ako, ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ AWURADE mpaeɛ kyerɛ kuro a woayie ne ɛdan a masi mama wo din yi a,

45 ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ wɔ ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn.

46 Sɛ wɔyɛ wo bɔne — ɛfiri sɛ onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, — na wofa wɔn abufuo, na woyi wɔn ma wɔn atamfoɔ, na ɛdɔm soa wɔn nnommum kɔ atamfoɔ asase so akyirikyiri oo, mmɛnkyɛneeɛ oo,

47 na wɔma no ka wɔn akoma, asase a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no so, na wɔdane wɔn ho, na wɔkoto srɛ wo wɔn nnommumfafoɔ asase no so ka sɛ: Yɛayɛ bɔne na yɛafom, yɛadi abɔnefosɛm,

48 na wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa sane ba wo nkyɛn, wɔn atamfoɔ a wɔfaa wɔn nnommum kɔeɛ no asase so, na wɔbɔ wo mpaeɛ kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom no, kuro a woayie ne ɛdan a masi mama wo din yi a,

49 ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn,

50 na fa wo man bɔne a wɔayɛ woɔ ne wɔn mmarato a wɔato afom woɔ no nyinaa kyɛ wɔn, na ma wɔnnya wɔn nnommumfafoɔ no anim mmɔborɔhunu, na wɔnhu wɔn mmɔbɔ.

51 Ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a woyii wɔn Misraim firii dadeɛ fononoo mu de wɔn baeɛ no,

52 na bue w’ani ma w’akoa nkotosrɛ ne wo man Israel nkotosrɛ, na tie wɔn deɛ wɔsu frɛ woɔ no nyinaa mu.

53 Na wo AWURADE Nyankopɔn, wo ara na woyii wɔn yɛɛ agyapadeɛ firii asase so aman nyinaa mu, sɛdeɛ wonam w’akoa Mose so kaeɛ ɛberɛ a woyii yɛn agyanom firii Misraim baeɛ no.

54 Na Salomo wiee mpaeɛ a ɔbɔɔ AWURADE ne nkotosrɛ yi nyinaa no, ɔsɔre firii afɔrebukyia no anim, na ɔgyaee ne nankoroma anim kotoɔ ne ne nsam trɛ a ɔtrɛ kyerɛɛ ɔsoro no.

55 Na ɔgyinaa hɔ de nne kɛseɛ hyiraa Israel asafo no nyinaa sɛ:

56 Nhyira ne AWURADE a wama ne man Israel ahome. N’asɛmpa a ɔnam n’akoa Mose so kaeɛ no nyinaa mu asɛm baako mpo antɔ fam.

57 AWURADE yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi, sɛdeɛ ɔdii yɛn agyanom akyire no, ɔnnnya yɛn, na ɔmmpa yɛn nso.

58 Na ɔnkom yɛn akoma mmra ne so, na yɛanante n’akwan nyinaa mu, na yɛadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no so.

59 Na ma me nsɛm a mede mekoto mesrɛ AWURADE anim yi mmɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn awia ne anadwo, na ɔnni n’akoa asɛm ne ne man Israel asɛm mma wɔn, sɛdeɛ ɛhia da biara,

60 na asase so aman nyinaa nhunu sɛ: AWURADE ne Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.

61 Na momma mo akoma nni mu AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ mobɛnante n’ahyɛdeɛ soɔ, na moadi ne mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.

Wɔtu Asɔredan no hyɛ AWURADE nsa

62 Ɛnna ɔhene ne Israel nyinaa bɔɔ mu bɔɔ afɔdeɛ AWURADE anim.

63 Na Salomo de anantwie mpem aduonu mmienu ne nnwan mpem ha aduonu bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Na saa na ɔhene ne Israelfoɔ nyinaa dwiraa AWURADE fie.

64 Da no ara ɔhene yɛɛ AWURADE dan no anim abannwa no kronkron, na ɛhɔ na ɔhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no, ɛfiri sɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no sua dodo sɛ wɔbɛhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no wɔ so.

65 Na Salomo dii nnapɔnna no ɛberɛ no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ, wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat de bɛsi Misraim subonhwa ano, wɔdii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnanson.

66 Da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔgyaa ɔman no kwan maa wɔkɔe; na wɔhyirahyiraa ɔhene, na wɔde papa a AWURADE ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa no ho anigyeɛ ne akoma pa sii mu kɔɔ wɔn afie mu.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 9

Onyankopɔn yi ne ho adi kyerɛ Salomo bio

1 Na Salomo wiee AWURADE fie ne ahemfie no sie, ne deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔsie nyinaa yɛ no,

2 AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛdeɛ ɔyii ne ho kyerɛɛ no wɔ Gibeon no.

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ ne wo nkotosrɛ a wobɛsrɛɛ no m’anim no, na mayɛ efie a woasi yi kronkron, sɛ mede me din bɛto so akɔsi daa, na m’ani ne m’akoma atena hɔ nna nyinaa.

4 Na wo deɛ, sɛ wonante m’anim sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ no, akoma mu pɛyɛ ne tee mu, sɛ wobɛyɛ sɛdeɛ mahyɛ woɔ nyinaa, na woadi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so a,

5 ɛnneɛ mɛma wo hene a wodi Israel soɔ no adwa atim akɔsi daa, sɛdeɛ mekaa no w’agya Dawid ho sɛ: Onipa remmɔ wo, Israel ahennwa soɔ no.

6 Na sɛ mo ne mo mma sane firi m’akyire, na moanni me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ a mede magu mo anim yi so, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a,

7 ɛnneɛ mɛtwa Israel afiri asase a mede mama wɔn no ani, na efie a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛto afiri m’anim atwene, na Israel bɛdane ɛbɛ ne fɛwdie aman nyinaa mu.

8 Na ɛdan yi, bɛyɛ dammoto na obiara a ɔtwam wɔ ho no ho bɛdwiri no, na wabɔ kyɛkyɛ, na waka sɛ: Ɛnam ɛdeɛn so nti na AWURADE ayɛ asase yi ne efie yi sɛɛ?

9 Ɛno na wɔbɛbua sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn agyanom firii Misraim asase so baeɛ no, na wɔakɔsosɔ anyame foforɔ mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na AWURADE de bɔne yi nyinaa aba wɔn soɔ yi.

Nkuro ne ahyɛn

10 Na mfeɛ aduonu a Salomo de sisii afie mmienu, AWURADE fie ne ahemfie no, akyire yi no,

11 nso Tirohene Hiram de ntweneduro nnua ne papea nnua ne sika, sɛdeɛ ɔpɛ, maa Salomo. Ɔhene Salomo maa Hiram nkuro aduonu wɔ Galilea asase so.

12 Na Hiram firii Tiro bɛhwɛɛ nkuro a Salomo de maa no no, nanso ansɔ n’ani.

13 Na ɔkaa sɛ: Nkuro bɛn na wode ama me yi, me nua? Sei nti na wɔfrɛ hɔ Kabul Asase, de bɛsi nnɛ.

14 Na Hiram soma maa wɔde sika dwetikɛseɛ ɔha aduonu brɛɛ ɔhene.

15 Na adwuma toɔ a Ɔhene Salomo gyee sɛ ɔde rebɛsi AWURADE fie, ne ɔno ara ne fie, ne Milo, ne Yerusalem fasuo ne Hasor, Megido ne Geser no ho asɛm nie:

16 (Misraimhene Farao aforo abɛfa Geser de ogya ahye, na wakum Kanaanfoɔ a wɔte kuro no mu no, na ɔde ama ne babaa, Salomo yere no, sɛ awaredeɛ.

17 Na Salomo kyekyeree Geser) ne Bet-horon a ɛwɔ anafoɔ

18 ne Baalat ne Tamar a ɛwɔ ɛserɛ so asase no soɔ,

19 ne aduanekora nkuro a Salomo wɔ nyinaa, ne nteaseɛnam nkuro, ne apɔnkɔsotefoɔ nkuro ne Salomo adeɛ a ɔpɛ sɛ ɔsi no Yerusalem ne Lebanon ne asase a ɔdi soɔ nyinaa no so.

20 Nkurɔfoɔ a wɔaka wɔ Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ mu a wɔmfiri Israelfoɔ mu no,

21 wɔn a Israel mma antumi ansɛe wɔn no mma a wɔkaa wɔn akyi, asase no soɔ no, Salomo yɛɛ wɔn ɔhyɛ adwumayɛfoɔ de bɛduru nnɛ yi.

22 Na Israelfoɔ no mu deɛ, Salomo amfa obi anyɛ akoa, ɛfiri sɛ wɔn na wɔyɛ akofoɔ ne ne gyaasefoɔ ne ne mmapɔmma ne ne mmarima akunini ne ne nteaseɛnam so ahwɛfoɔ ne n’apɔnkɔsotefoɔ.

23 Yeinom ne Salomo adwuma so ahwɛfoɔ mu mpanin: Ahanum aduonum a wɔdi nkurɔfoɔ a wɔkura adwuma no mu no soɔ.

24 Nso Farao babaa no firii Dawid kuro no mu baa ne dan a Salomo si maa no no mu. Afei ɔsii Milo.

25 Na Salomo bobɔɔ afɔdeɛ afe mu mprɛnsa, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ, wɔ afɔrebukyia a ɔsi maa AWURADE no so, na ɔhyee aduhwam wɔ deɛ ɛsi AWURADE anim no so. Na ɔwiee efie no koraa.

26 Na Ɔhene Salomo yɛɛ ahyɛn wɔ Esion-geber a ɛwɔ Elot ho, Mmɛwa Po ano, Edom asase so.

27 Na Hiram somaa ne nkoa a wɔyɛ hyɛn mufoɔ a wɔnim ɛpo so adwuma maa wɔkaa Salomo nkoa ho ahyɛn no mu.

28 Na wɔkɔɔ Ofir kɔgyee sika hɔ, dwetikɛseɛ ahanan aduonu, na wɔde brɛɛ Ɔhene Salomo.

Categories
1 Ahemfo

1 Ahemfo 10

Seba hemmaa nsrahwɛ

1 Na Seba hemmaa tee Salomo nka a ɛfa AWURADE din ho, na ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ,

2 na ɔne ɛdɔm kɛseɛ de yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika bebree pa ne aboɔden aboɔ baa Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n’akomam nyinaa ho nkɔmmɔ.

3 Na Salomo buaa no ne nsɛm nyinaa; asɛm biara anhunta ɔhene a wantumi ammua no.

4 Na Seba hemmaa no hunuu Salomo nyansa nyinaa, ne efie a wasie no,

5 ne ne pono so nnuane, ne ne nkoa atenaeɛ, ne n’asomfoɔ gyinabea ne wɔn ntadeɛ ne ne nsahyɛfoɔ ne n’afɔreɛ a ɔbɔɔ no AWURADE fie, na ne ho dwirii no.

6 Na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Wo nneyɛɛ ne wo nyansa ho nsɛm a metee no m’asase soɔ no yɛ nokorɛ;

7 na mannye nsɛm no anni de bɛsii sɛ mebaeɛ, na mede m’ani abɛhunu yi; na hwɛ, wɔanka me emu fa mpo; wo nyansa ne w’ahonyadeɛ sene deɛ meteeɛ no.

8 Nhyira ne wo yerenom, nhyira ne w’asomfoɔ yi a wɔgyinagyina w’anim daa yi tie wo nyansa no.

9 Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena Israel ahennwa soɔ. Sɛ AWURADE dɔ Israel de rekɔsi daa nti, na wasi wo hene sɛ yɛ atemmudeɛ ne teneneedeɛ.

10 Na ɔmaa ɔhene sikakɔkɔɔ dwetikɛseɛ ɔha aduonu ne nnuhwam bebree pa ara ne aboɔden aboɔ; nnuhwam bebree saa bi amma bio, sɛdeɛ Seba hemmaa de maa Ɔhene Salomo no.

11 Na Hiram ahyɛnkuo a ɛde sika firi Ofir baeɛ no de samfona nnua bebree pa ara ne aboɔden aboɔ bae.

12 Na ɔhene de samfona nnua no yɛɛ AWURADE fie ne ɔhene fie aforoeɛ ne nsankuo ne mmɛnta maa nnwontofoɔ no. Saa samfona nnua bi amma bio, na wɔanhunu saa bio de bɛsi nnɛ.

13 Na Ɔhene Salomo maa Seba hemmaa no deɛ ɔbisaeɛ nyinaa; ɛsono deɛ ɛfiri Ɔhene Salomo ankasa akoma mu a ɔde maa no. Na ɔsane sii mu kɔɔ n’asase so, ɔno ne n’asomfoɔ.

Salomo ahonyadeɛ ne n’animuonyam

14 Sika a na ɛba Salomo nsam afe baako mu duro yɛ sika dwetikɛseɛ ahansia aduosia nsia,

15 ɛsono deɛ ɛfiri adwadifoɔ hɔ ne akwantemfoɔ batadie mu, ne deɛ ɛfiri Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofoɔ no nsam.

16 Na Salomo de sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm ahanu; sika nnwetɛbena ahansia na ɔde duraa akyɛm no mu baako biara ho;

17 na ɔde sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm nkumaa ahasa; sika mmɛnaa mmiɛnsa na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔhene de kɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no mu.

18 Na ɔhene yɛɛ asonse ahennwa kokuroo, na ɔde sika amapa duraa ho.

19 Adwa no wɔ ntwedeɛ nsia, na akyire na nantwie tiri wɔ; na adwa no tiri a ɛwɔ akyire yɛ kurukuruwa, na nsa wowɔ ha ne ha wɔ atenaeɛ no ho, na agyata mmienu gyinagyina nsa no ho.

20 Na agyata dummienu gyinagyina ntwedeɛ nsia no so ha ne ha; ɛso bi nni ahennie biara mu.

21 Na Ɔhene Salomo nkuruwa a ɔnom mu nyinaa yɛ sika, na Lebanon Kwaeɛ Dan mu nnoɔma nyinaa yɛ sika amapa. Na dwetɛ, nni mu, ɛfiri sɛ na wɔmmu no ade titire bi wɔ Salomo berɛ so.

22 Na ɔhene ahyɛn wɔ Tarsis ɛpo no so a ɛka Hiram hyɛn ho; mfensa mu Tarsis ahyɛn no ba prɛko de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne nkokɔnini-abankwaa ba.

23 Na Ɔhene Salomo yɛɛ kɛse sene asase so ahemfo nyinaa, ahodeɛ ne nyansa fam.

24 Na asase nyinaa hwehwɛɛ Salomo anim ahunu, sɛ wɔbɛtie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne tiri mu no.

25 Na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ ba mmaako mmaako, dwetɛ nnoɔma ne sika nnoɔma ne ntadeɛ ne nkuu hwanhwam ne nnuhwam, apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, afe biara ne ne deɛ.

26 Na Salomo boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ano, na ɔnyaa nteaseɛnam apem ne ahanan ne apɔnkɔsotefoɔ mpemdumienu, na ɔde wɔn duaduaa nteaseɛnam nkuro mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem.

27 Na ɔhene maa dwetɛ buu so sɛ aboɔ wɔ Yerusalem, na ntweneduro nso yɛɛ pii sɛ akyee nnua a ɛwɔ asaseta soɔ no.

28 Na Salomo kra n’apɔnkɔ firi Misraim ne Kue, deɛ ɔhene adwadifoɔ asafo kɔtotɔ apɔnkɔ kuo, sɛdeɛ wɔn boɔ teɛ, de ba.

29 Na wɔde teaseɛnam firi Misraim ba, bɛgye dwetɛ nnwetɛbena ahansia, ne ɔpɔnkɔ nso, ɔha aduonum; na saa ara na adwadifoɔ de bi brɛ Hetifoɔ ahemfo nyinaa ne Siria ahemfo.